Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 34:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Na Yehowa bɛtwaam n’anim paee mu kaa sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ+ ne ɔdomfoɔ,+ deɛ ne bo kyɛre fuo+ na n’adɔeɛ+ ne ne nokorɛdie+ dɔɔso.

  • Deuteronomium 30:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 ɛnneɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛhu wo mmɔbɔ+ na ɔde wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nkoasom+ mu no aba, na waboaboa wɔn ano afiri aman a Yehowa wo Nyankopɔn pamoo wo kɔɔ soɔ no nyinaa so.+

  • 2 Berɛsosɛm 30:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Sɛ mosan+ ba Yehowa nkyɛn a, mo nuanom ne mo mma bɛnya mmɔborɔhunu,+ wɔn a wɔafa wɔn nnommum no nsam, na wɔbɛma wɔasan aba asase yi so,+ ɛfiri sɛ Yehowa, mo Nyankopɔn no yɛ ɔdomfoɔ+ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ na mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfiri mo so.”+

  • Nehemia 9:31
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 31 Na wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, woantɔre wɔn ase+ na woampo+ wɔn, ɛfiri sɛ woyɛ ɔdomfoɔ+ ne mmɔborɔhunu+ Nyankopɔn.

  • Dwom 86:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 O Yehowa, wo deɛ woyɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ,

      Ɔdomfoɔ+ a ne bo kyɛre fuo+ na n’adɔeɛ ne ne nokorɛdie dɔɔso.+

  • Yesaia 54:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 “Megyaa wo berɛ tiaa bi,+ nanso me mmɔborɔhunu kɛseɛ bɛka wo aboa ano.+

  • Yesaia 55:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Ma ɔbɔnefoɔ nnya ne kwan,+ na omumuyɔfoɔ nsakra n’adwene;+ ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na ɔbɛhu no mmɔbɔ,+ ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn na ɔde bɛfiri no aboro so.+

  • 2 Korintofoɔ 1:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya+ ne ne Nyankopɔn a ɔyɛ ahummɔborɔ+ Agya ne awerɛkyekyerɛ+ nyinaa Nyankopɔn,

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane