5 Ɛfiri berɛ a ɔde fie hɔ ne biribiara a ɔwɔ hyɛɛ ne nsa no, Yosef nti Yehowa hyiraa Egyptni no fie, na Yehowa kɔɔ so hyiraa deɛ ɔwɔ biara so, deɛ ɛwɔ fie ne afuo mu.+
10 Momfa ntotosoɔ du du+ no nyinaa mmra adekoradan mu na aduane ampa me fie.+ Na momfa yei nsɔ me nhwɛ+ sɛ meremmue ɔsoro mpomma+ mma mo na merenhwie nhyira ngu mo so mma no mmu mo so anaa.”+ Asafo Yehowa anom asɛm nie.