Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Numeri 14:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 ‘Yehowa bo kyɛre fu+ na n’adɔeɛ+ dɔɔso, na ɔde mfomsoɔ ne mmarato firi,+ nanso ɔremma deɛ ɔdi fɔ mfa ne ho nni.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom mpo so.’+

  • Deuteronomium 5:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 na wɔn a wɔdɔ me na wɔdi me mmara soɔ deɛ, meyi m’adɔeɛ adi kyerɛ wɔn kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so apem so.+

  • Nehemia 9:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Wɔantie,+ na wɔankae+ w’anwanwadeɛ a woyɛɛ no wɔn mu no, mmom no, wɔsenee wɔn kɔn+ na wɔyii obi sɛ ɔnni wɔn anim+ nsan nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Egypt. Nanso woyɛ Nyankopɔn a wode bɔne firie,+ ɔdomfoɔ+ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ wo bo kyɛre fu+ na w’adɔeɛ dɔɔso,+ enti woampo wɔn.+

  • Dwom 86:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 O Yehowa, wo deɛ woyɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ,

      Ɔdomfoɔ+ a ne bo kyɛre fuo+ na n’adɔeɛ ne ne nokorɛdie dɔɔso.+

  • Yeremia 32:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 wo a woyɛ mpempem adɔeɛ,+ na wotua agyanom bɔne so ka gu wɔn mma a wɔdi wɔn akyi kokom;+ wone nokorɛ Nyankopɔn, Otumfoɔ+ ne Opumpuni+ no, na asafo Yehowa+ ne wo din.+

  • Yoel 2:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Monsuane mo akoma mu,+ na ɛnyɛ mo ntadeɛ mu,+ na monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ ne bo kyɛre fu+ na n’adɔeɛ dɔɔso,+ na amanehunu no nti, ɔbɛgyae mu ama no aka.+

  • Yona 4:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 Enti ɔbɔɔ mpaeɛ ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Ao, Yehowa, ɛnyɛ asɛm a mewɔ m’asase soɔ mekaeɛ no ara na ɛda hɔ yi? Ɛno nti na medwanee sɛ merekɔ Tarsis+ no, ɛfiri sɛ menim sɛ woyɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ+ ne ɔdomfoɔ, wo bo kyɛre fu, w’adɔeɛ dɔɔso,+ na ɛha wo sɛ wobɛma amanehunu aba.+

  • Nahum 1:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Yehowa bo kyɛre fu+ na ne tumi so,+ na Yehowa remfa asotwe nkame deɛ ɛsɛ no.+

      Kyinhyia mframa ne ahum mu na ne kwan wɔ, na mununkum yɛ ne nan ase mfuturo.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane