19 Afei ɔhyee nokorɛ Nyankopɔn fie+ no, na ɔdwirii Yerusalem afasuo no guiɛ;+ n’abantenten ne emu nneɛma a ɛsom boɔ+ nyinaa nso, ɔde gya hyeeɛ, na ɔsɛee hɔ pasaa.+
27 “‘“Na sɛ moantie me ante homeda no ho na mosoa nnesoa bɛfa Yerusalem kuro apono mu homeda a,+ ɛnneɛ me nso mede egya bɛto n’apono mu,+ na ɛbɛhye Yerusalem abantenten,+ na ɛrennum.”’”+
2 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Kɔ Yuda hene Sedekia+ nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ mede kuro yi bɛhyɛ Babilon hene nsa,+ na ɔde egya ahye.+
10 Sɛ mokunkum Kaldeafoɔ asraafoɔdɔm a wɔne mo reko+ no nyinaa ma ɛka wɔn mu apirafoɔ+ mpo a, wɔbɛsɔre afiri wɔn ntomadan mu mmaako mmaako na wɔde gya abɛhye kuro yi.”’”