Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 29:24
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 24 aman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa ayɛ asase yi saa?+ Ɛdeɛn ne abufuhyeɛ kɛseɛ yi?’

  • 1 Ahemfo 9:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Na fie yi bɛdane amamfõ,+ na obiara a ɔtwam no de ahodwirie+ bɛhwɛ na wabɔ hwerɛma aka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asase ne efie yi sei?’+

  • 2 Berɛsosɛm 7:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 Na sɛ fie yi dane amamfõ+ a, obiara a ɔtwam no de ahodwirie+ bɛhwɛ na waka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asase yi ne efie yi sei?’+

  • Dwom 44:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Wode yɛn maa sɛ nnwan, woyɛɛ yɛn sɛ aduane,+

      Na woabɔ yɛn ahwete amanaman mu.+

  • Yeremia 24:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 mɛyi wɔn ama de mmusuo aba wɔn so ama asase so ahennie nyinaa awoso,+ na mɛma wɔayɛ ahohoradeɛ, na wɔde wɔn bɛka asɛm asere asopa wɔn,+ na wɔayɛ nnome,+ baabiara a mɛhwete wɔn akorɔ.+

  • Yeremia 25:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 hwɛ, meresoma ama wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa aba,”+ Yehowa asɛm nie, “na mɛma Babilon hene Nebukadresar, m’akoa no aba.+ Mɛma wɔaba asase yi+ ne emu nnipa ne aman a atwa ho ahyia no nyinaa so;+ mɛsɛe wɔn na mama wɔayɛ ahodwirideɛ ne adeɛ a wɔhwɛ bɔ hwerɛma+ ne amamfõ de akɔsi daa.+

  • Kwadwom 2:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Wɔn a wɔtwam kwan so nyinaa bobɔ wɔn nsam+ gu wo so.

      Wɔabɔ hwerɛma+ awoso wɔn ti+ agu Yerusalem babaa so sɛ:

      “Kuro a anka wɔfrɛ no ‘Ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ, asase nyinaa anika’ no nie?”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane