Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 36:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Na Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn somaa ne nkoa kɔkasa kyerɛɛ wɔn+ mprɛ pii, ɛfiri sɛ ɔhuu ne man+ ne ne tenabea+ mmɔbɔ.

  • Yesaia 65:2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 “Matrɛ me nsam da mũ nyinaa ama ɔman asoɔdenfoɔ,+ wɔn a wɔnam kwammɔne soɔ,+ wɔn a wɔdi wɔn nsusuiɛ akyire;+

  • Yeremia 7:25
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 25 wɔayɛ saa firi da a meyii mo agyanom firii Egypt asase so baeɛ no de bɛsi nnɛ.+ Mesomaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn; mesɔre somaa wɔn da biara anɔpahema.+

  • Yeremia 25:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Na Yehowa somaa ne nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn; ɔsɔree anɔpahema somaa wɔn, nanso moantie,+ na moanyɛ aso antie.+

  • Yeremia 26:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 na moantie me nkoa adiyifoɔ a mesoma wɔn mo nkyɛn, a mesɔre anɔpahema soma wɔn nanso montie wɔn no nsɛm+ a,

  • Yeremia 29:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm a mesɔree anɔpahema de somaa me nkoa adiyifoɔ no kɔmaa wɔn no,’+ Yehowa asɛm nie.

      “‘Na mo nso moantie,’+ Yehowa asɛm nie.

  • Yeremia 35:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Mesomaa me nkoa adiyifoɔ+ no nyinaa baa mo nkyɛn daa; mesɔree anɔpahema somaa wɔn sɛ, ‘Obiara nsan mfiri ne kwammɔne so+ na momma mo nneyɛɛ nyɛ yie,+ na monnkɔdi anyame foforɔ akyi nnsom wɔn.+ Na montena asase a mede maa mo agyanom no so daa.’+ Nanso moammrɛ mo aso ase, na moantie me.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane