Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yeremia 4:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Ɛnna mekaa sɛ: “Ao, Awurade Tumfoɔ Yehowa! Ampa ara woadaadaa+ ɔman yi ne Yerusalem sɛ wokaa sɛ: ‘Mobɛnya asomdwoeɛ,’+ nanso nkrantɛ ato ɔkra.”

  • Yeremia 5:31
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 31 Adiyifoɔ no hyɛ nkɔntorɔ;+ asɔfoɔ no nso, wɔde wɔn ahoɔden di nkurɔfoɔ so.+ Me man nso pɛ no saa.+ Na awieeɛ no, mobɛyɛ dɛn?”+

  • Yeremia 6:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Wɔsa me man akuro biara biara,+ na wɔka sɛ, ‘Asomdwoeɛ wɔ hɔ! Asomdwoeɛ wɔ hɔ!’ berɛ a asomdwoeɛ biara nni hɔ.+

  • Yeremia 23:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Ka ara na wɔka kyerɛ wɔn a wɔmmu me no sɛ, ‘Yehowa aka sɛ: “Asomdwoeɛ na mobɛnya.”’+ Na obiara a ɔdi n’atuateɛ akoma akyi no nso,+ wɔka kyerɛ no sɛ, ‘Mmusuo biara remma mo so.’+

  • Yeremia 27:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 “‘“‘Na mo deɛ, mo adiyifoɔ+ ne mo akɔmfoɔ ne mo adaeɛsofoɔ+ ne mo nkonyaayifoɔ ne mo asumanfoɔ+ a wɔka kyerɛ mo sɛ: “Morensom Babilon hene”+ no, monntie wɔn.

  • Hesekiel 13:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 ɛfiri sɛ wɔama me man afom kwan, na wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ wɔ hɔ!” berɛ a asomdwoeɛ biara nni hɔ;+ ɔman no to fasuo, na yeinom de akaadoo+ ka ho kwa.’+

  • Mika 3:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn,+ na emu asɔfoɔ kyerɛkyerɛ gye akatua,+ na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm;+ nanso wɔde wɔn ho to Yehowa so ka sɛ: “Ɛnyɛ Yehowa na ɔwɔ yɛn mu yi?+ Mmusuo biara remma yɛn so.”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane