Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 29:25
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 25 Na wɔbɛka sɛ, ‘Ɛfiri sɛ wɔapo apam+ a Yehowa wɔn agyanom Nyankopɔn ne wɔn yɛeɛ berɛ a ɔyii wɔn firii Egypt asase soɔ no.+

  • Atemmufoɔ 2:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Wɔgyaa Yehowa wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔde wɔn firi Egypt asase so baeɛ no+ kɔdii aman a atwa wɔn ho ahyia no anyame akyi,+ na wɔkotoo wɔn de hyɛɛ Yehowa abufuo.+

  • Nehemia 9:26
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 26 “Nanso, wɔyɛɛ asoɔden+ na wɔtee w’anim atua,+ na wo mmara nso wɔto twenee wɔn akyi,+ na w’adiyifoɔ a wɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no,+ wɔkunkum wɔn,+ na wɔbuu wo animtia kɛse.+

  • Yeremia 2:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Asɔfoɔ no mpo ammisa sɛ, ‘Yehowa wɔ he?’+ Wɔn a wɔkura mmara no nso, na wɔnni me.+ Nnwanhwɛfoɔ no nso buu me mmara so,+ na adiyifoɔ no hyɛɛ nkɔm wɔ Baal din mu,+ na wɔn a wɔamfa mfasoɔ biara ammrɛ wɔn na wɔdii wɔn akyi.+

  • Yeremia 5:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Yei deɛ, ɛbɛyɛ dɛn na mede afiri wo? Wo mma agya me, na wɔka deɛ ɛnyɛ+ Onyankopɔn ntam.+ Memaa wɔmeeɛ,+ nanso wɔsɛee awareɛ ara,+ na wɔboom yuu kɔɔ ɔbaa dwamanfoɔ fie.

  • Yeremia 22:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Na wɔbɛka sɛ: “Ɛfiri sɛ wɔagya Yehowa, wɔn Nyankopɔn no apam,+ na wɔakɔkoto anyame foforɔ asom wɔn.”’+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane