2 Berɛsosɛm
24 Yehoas bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ nson,+ na ɔdii adeɛ mfeɛ aduanan wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Sibiya a ɔfiri Beer-Seba.+ 2 Yehoas+ yɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so,+ ɔsɔfoɔ Yehoiada nna nyinaa mu.+ 3 Na Yehoiada waree yerenom mmienu maa no, na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa.+
4 Akyire yi, ɛbaa Yehoas akomam sɛ ɔnsiesie Yehowa fie no.+ 5 Enti ɔboaboaa asɔfoɔ+ ne Lewifoɔ no ano na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ Yuda nkuro mu nkɔgyegye sika wɔ Israel nyinaa mfa nsiesie+ mo Nyankopɔn fie no afe afe;+ monni asɛm yi ho dwuma ntɛm.” Nanso Lewifoɔ no anyɛ no ntɛm.+ 6 Ɛnna ɔhene frɛɛ ɔpanin Yehoiada, na ɔbisaa no sɛ:+ “Toɔ kronkron a Yehowa akoa Mose hyɛɛ+ sɛ Israel asafo ntua no Adanseɛ+ ntomadan no ho no, adɛn nti na wonhwɛ mmaa Lewifoɔ no nnyegye mfirii Yuda ne Yerusalem mmaeɛ? 7 Hwɛ, Atalia, ɔbaa mumuyɔfoɔ no mma+ abɔ awura nokorɛ Nyankopɔn fie+ hɔ, na nneɛma kronkron+ a ɛwɔ Yehowa fie no, wɔasesa ne nyinaa de akɔbɔ afɔdeɛ ama Baal+ anyame.” 8 Ɛnna ɔhene ka maa wɔyɛɛ adaka+ de sii Yehowa fie kwan ano. 9 Na ɛno akyi no, wɔkaa no Yuda ne Yerusalem nyinaa sɛ obiara mmɛtua Yehowa toɔ kronkron+ a nokorɛ Nyankopɔn akoa Mose kaa no serɛ so sɛ Israelfoɔ ntua+ no. 10 Na mpanimfoɔ+ ne ɔman no nyinaa dii ahurisie,+ na wɔde toɔ no bɛguu adaka+ no mu kɔsii sɛ obiara de ne deɛ baeɛ.
11 Sɛ berɛ sõ a, wɔma Lewifoɔ no de adaka no bɛhyɛ ɔhene nsa,+ na sɛ wɔhunu sɛ sika pii aba mu+ a, ntɛm ara ɔhene twerɛfoɔ+ ne ɔsɔfo panin boafoɔ ba bɛhwie adaka no mu sika na wɔma so san de kɔsi deɛ ɛsie. Saa na wɔyɛɛ no daa, na wɔnyaa sika bebree. 12 Na ɔhene ne Yehoiada nso de maa adwumayɛfoɔ+ a wɔyɛ Yehowa fie adwuma+ no, na wɔde bɔɔ abopaefoɔ+ ne adwumfoɔ+ paa sɛ wɔmfa nsiesie Yehowa fie+ no. Wɔde bi nso bɔɔ dadeɛ ne kɔbere adwumfoɔ paa sɛ wɔmfa nsiesie Yehowa fie+ no. 13 Na adwumayɛfoɔ no hyɛɛ adwuma no ase,+ na ɛhɔ asiesie no nyaa nkɔsoɔ wɔn nsam, na wɔmaa nokorɛ Nyankopɔn fie no gyinaa sɛdeɛ ɛsɛ, na ɛnyaa ahoɔden. 14 Wɔwiee adwuma no ara na wɔde sika no nkaeɛ brɛɛ ɔhene ne Yehoiada, na wɔde yeyɛɛ Yehowa fie anwenneɛ, ɔsom ne afɔdeɛ anwenneɛ+ ne nkuruwa+ ne sika+ ne dwetɛ anwenneɛ; wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ wɔ Yehowa fie hɔ da biara wɔ Yehoiada nna nyinaa mu.
15 Na Yehoiada bɔɔ akora, na nna mee no,+ na ɔwuiɛ; ɔwuiɛ no na wadi mfeɛ ɔha aduasa. 16 Wɔsiee no Dawid Kuro mu kaa ahemfo no ho,+ ɛfiri sɛ ɔyɛɛ adepa wɔ Israel,+ nokorɛ Nyankopɔn som ne ne fie no ho.
17 Yehoiada wuiɛ no, Yuda mpanimfoɔ+ ba bɛkotoo ɔhene, na saa berɛ no, ɔhene tiee wɔn.+ 18 Wɔde nkakrankakra gyaa wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa fie too hɔ, na wɔkɔsom abosonnua+ ne ahoni,+ na wɔn mmarato no nti, abufuo baa Yuda ne Yerusalem so.+ 19 Yehowa somaa adiyifoɔ+ baa wɔn mu sɛ wɔnsan mmra ne nkyɛn; wɔkasa kyerɛɛ wɔn daa, nanso wɔantie.+
20 Ɛnna Onyankopɔn honhom+ baa+ ɔsɔfoɔ Yehoiada+ ba Sakaria+ soɔ, na ɔforo kɔgyinaa ɔman no anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ nokorɛ Nyankopɔn aka nie, ‘Adɛn nti na mobu Yehowa mmara nsɛm soɔ ma enti ɛnkɔ yie+ mma mo yi? Moagya Yehowa, enti ɔno nso bɛgya mo.’”+ 21 Ɛnna wɔbɔɔ ne ho pɔ,+ na ɔhene hyɛ maa wɔsii no aboɔ+ Yehowa fie adihɔ. 22 Enti adɔeɛ a ne papa Yehoiada yɛɛ Ɔhene Yehoas no, wankae,+ na ɔkum ne ba no. Berɛ a ɔrewuo no, asɛm a ɔkaeɛ ne sɛ: “Yehowa nhwɛ na ɔntua so ka.”+
23 Afe no soeɛ+ no, Siria+ asraafoɔdɔm baa ne so+ na wɔbaa Yuda ne Yerusalem bɛsɛee ɔman no mu mpanimfoɔ+ wɔ nnipa no mu, na wɔde asadeɛ a wɔfaeɛ nyinaa kɔmaa Damasko+ hene. 24 Asraafoɔ kakraa bi na Siriafoɔ de wɔn baeɛ,+ nanso wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa a wɔagya no nti, Yehowa de asraafoɔdɔm kɛseɛ paa hyɛɛ wɔn nsa,+ na Yehoas nso, wɔde atemmuo baa ne so.+ 25 Berɛ a wɔfirii ne nkyɛn kɔeɛ no (wɔgyaa no nyarewa pii),+ ɔno ara ne nkoa bɔɔ ne ho pɔ,+ ɔsɔfoɔ Yehoiada mma+ no mogya+ nti; wɔkuu no ne mpa so, na ɔwuiɛ.+ Na wɔsiee no Dawid Kuro+ mu, nanso wɔansie no ahemfo asieeɛ hɔ.+
26 Yeinom na wɔbɔɔ ne ho pɔ no: Ammonni baa Simat ba Sabad+ ne Moabni baa Simrit ba Yehosabad. 27 Ne mma ne nsɛm pii a wɔka tiaa no,+ ne nokorɛ Nyankopɔn fie no ho adwuma+ nyinaa, wɔatwerɛ no Ahemfo Nwoma+ no mu. Na ne ba Amasia+ bɛdii n’adeɛ.