Hesekiel
33 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, wo ne wo man mma nkasa+ na ka kyerɛ wɔn sɛ,
“‘Sɛ mede nkrantɛ ba asase no so,+ na asase no sofoɔ nyinaa yɛ nokorɔ yi ɔbarima bi sɛ wɔn wɛmfoɔ,+ 3 na ɔhunu sɛ nkrantɛ reba asase no so, na ɔhyɛne abɛn bɔ ɔman no kɔkɔ,+ 4 na obi te abɛn no nanso wamfa kɔkɔbɔ no anyɛ hwee,+ na nkrantɛ no bɛfa no kɔ a, ne mogya bɛgu n’atifi.+ 5 Ɔtee abɛn no, nanso wamfa kɔkɔbɔ no anyɛ hwee. Enti ne mogya bɛgu n’atifi. Sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ no a, anka ɔbɛgye ne kra.+
6 “‘Na sɛ ɔwɛmfoɔ no hunu sɛ nkrantɛ reba na wanhyɛne abɛn+ ammɔ ɔman no kɔkɔ na nkrantɛ no bɛfa ɔkra bi kɔ a, ɔno deɛ, ne bɔne nti na afa no korɔ,+ nanso ne mogya deɛ, mɛbisa afiri ɔwɛmfoɔ no nsam.’+
7 “Na wo onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfoɔ ama Israel fie,+ enti tie m’anom asɛm na fa bɔ wɔn kɔkɔ ma me.+ 8 Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ, ‘Ɔbɔnefoɔ, owuo na wobɛwuo,’+ na woankasa ankyerɛ ɔbɔnefoɔ no ammɔ no kɔkɔ amma no amfiri ne kwan so a,+ ɔbɔnefoɔ no bɛwu n’amumuyɔ mu,+ nanso ne mogya deɛ, mɛbisa afiri wo nsam. 9 Na sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ kɔkɔ sɛ ɔnsan mfiri ne kwan so na wansan a, ɔbɛwu n’amumuyɔ mu,+ na wo deɛ, wobɛgye wo kra.+
10 “Onipa ba, ka kyerɛ Israel fie sɛ, ‘Mo deɛ, moka sɛ: “Ɛsiane sɛ yɛn atuateɛ ne yɛn bɔne da yɛn soɔ na ama yɛaporɔ ateteɛ+ nti, yɛbɛyɛ dɛn anya nkwa?”’+ 11 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘“Sɛ mete aseɛ yi, m’ani nnye ɔbɔnefoɔ wuo ho,+ na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsan+ afiri ne kwan so na wanya nkwa.+ Enti monsan, monsan mfiri mo akwammɔne so.+ Adɛn koraa nti na morebɛwuwuo yi, Israel fie?”’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
12 “Onipa ba, ka kyerɛ wo manfoɔ sɛ, ‘Da a ɔteneneeni bɛte atua no, ne tenenee ntumi nnye no.+ Na da a ɔbɔnefoɔ bɛsan afiri ne bɔne ho no, ne bɔne rento no suntidua.+ Saa ara na da a ɔteneneeni bɛyɛ bɔne no, ne tenenee no rennye no nkwa.+ 13 Sɛ meka kyerɛ ɔteneneeni sɛ: “Wobɛnya nkwa,” na ɔde ne ho to ne tenenee so na ɔkɔdi amumuyɔsɛm a,+ wɔrenkae ne tenenee no koraa, na mmom n’amumuyɔ nti, ɔbɛwu.+
14 “‘Na sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ: “Owuo na wobɛwuo,”+ na ɔsan firi ne bɔne ho+ na ɔdi asɛntenenee yɛ deɛ ɛtene,+ 15 na ɔbɔnefoɔ no de ohiani awowadeɛ san ma no,+ na ɔtua deɛ ɔbɔɔ apoo gyeeɛ,+ na ɔdi ahyɛdeɛ a ɛma nkwa no so, na wanni amumuyɔsɛm biara a,+ ɔbɛnya nkwa,+ ɔrenwu. 16 Wɔrenkae bɔne a wayɛ no biara.+ Ɛsiane sɛ wadi asɛntenenee ayɛ deɛ ɛtene nti, ɔbɛnya nkwa.’+
17 “Na wo manfoɔ ka sɛ, ‘Yehowa akwan ntene.’+ Nanso wɔn mmom na wɔn akwan ntene.
18 “Sɛ ɔteneneeni dane firi ne tenenee ho kɔdi amumuyɔsɛm a, yei mu na ɔbɛwuo.+ 19 Na sɛ ɔbɔnefoɔ dane firi ne kwammɔne so bɛdi asɛntenenee na ɔyɛ deɛ ɛtene a, yei ho nti ɔbɛnya nkwa.+
20 “Na moka sɛ, ‘Yehowa akwan ntene.’+ Nanso Israel fie, mɛbu mo mu biara atɛn sɛdeɛ n’akwan teɛ.”+
21 Afei berɛ a wɔfaa yɛn nnommum no akyi afe a ɛtɔ so dumienu, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so nnum no, obi dwane firii Yerusalem baa me nkyɛn+ bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔabɔ kuro no!”+
22 Na ansa na deɛ wadwane no reba no, Yehowa nsa baa me so anwummerɛ no,+ na ɔbuee m’ano ansa na oyi reba me nkyɛn anɔpa, na m’ano bueeɛ maa metumi kasaeɛ.+
23 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 24 “Onipa ba, wɔn a wɔtete Israel mmeammea a asɛeɛ+ yi ka sɛ, ‘Ná Abraham yɛ ɔbaakofoɔ nanso ɔdii asase no so.+ Yɛn deɛ, yɛdɔɔso; wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛmfa.’+
25 “Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Modi mogya ka nam ho,+ moma mo ani so kyerɛ mo abosom fĩ,+ na daa mohwie mogya gu.+ Enti mobɛnya asase no adi so anaa?+ 26 Mode mo ho ato mo nkrantɛ so,+ moayɛ akyiwadeɛ,+ na obiara agu ne yɔnko yere ho fĩ.+ Enti mobɛnya asase no adi so anaa?”’+
27 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Sɛ mete aseɛ yi, wɔn a wɔtete mmeaeɛ a asɛeɛ no bɛtotɔ nkrantɛ ano;+ na deɛ ɔte wuram no, mɛma mmoa bɔne awe no;+ na wɔn a wɔtete abandenden ne abodan+ mu no, owuyareɛ bɛkunkum wɔn. 28 Na mɛma asase no asɛe pasaa+ na ne tumi mu ahantan to bɛtwa,+ na Israel mmepɔ bɛdane amamfõ,+ na obiara remfa so. 29 Sɛ akyiwadeɛ a wɔayɛ nyinaa nti,+ mesɛe asase no pasaa+ ma no dane amamfõ a, wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.”’
30 “O onipa ba, wo man mma rekeka wo ho nsɛm wɔ afasuo ho ne afie apono ano.+ Oyi ka kyerɛ ne yɔnko, obiara ne ne nua sɛ, ‘Mommra mmɛtie asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ aba.’+ 31 Na wɔbɛba wo nkyɛn yuu abɛtenatena w’anim te sɛ me man;+ na wɔbɛte wo nsɛm, nanso wɔrenni so,+ ɛfiri sɛ akɔnnɔ bɔne ahyɛ wɔn anom mã, na wɔn akoma di mfaso bɔne akyi.+ 32 Hwɛ, wote sɛ obi a ɔto ɔdɔ nnwom wɔ wɔn ani so, obi a ne nne yɛ dɛ a ɔnim sankuo bɔ yie.+ Wɔbɛte wo nsɛm, nanso obiara renni so.+ 33 Na sɛ ɛnya ba mu a—hwɛ, ɛbɛba mu+ nso—wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi tenaa wɔn mu.”+