Mmebusɛm
28 Nnebɔneyɛfoɔ dwane berɛ a obiara mpamo wɔn,+ na ateneneefoɔ deɛ, wɔte sɛ gyataforɔ a ɔwɔ akokoɔduro.+
2 Kuro mmarato na ɛma n’ahemfo dɔɔso,+ na nhunumufoɔ a ɔnim deɛ ɛtene bɛma ɔhene atena so akyɛ.+
3 Ɔbarima hiani a ɔsisi+ abrɛfoɔ te sɛ osuo a ɛpra nneɛma kɔ a ɛmma aduane mma.
4 Sɛ wɔn a wɔgya mmara no yi nnebɔneyɛfoɔ ayɛ+ a, wɔn a wɔdi mmara soɔ no ani bere wɔn so.+
5 Nnipa a wɔpɛ bɔne no nte atɛntenenee ase, na wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no deɛ, wɔte biribiara ase.+
6 Ohiani a ɔnam ne mũdie* mu no yɛ sene onipa a n’akwan akyea na ɔyɛ ɔdefoɔ.+
7 Ɔba a ɔwɔ nteaseɛ di mmara so,+ na deɛ ɔne adidifoɔ bɔ deɛ, ɔgu ne papa anim ase.+
8 Deɛ ɔde mfɛntom+ ne nsiho nya ahodeɛ pii no boaboa ano ma deɛ ɔhu abrɛfoɔ mmɔbɔ.+
9 Deɛ ɔyi n’asõ firi mmara tie ho+ no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.+
10 Deɛ ɔgyegye teefoɔ kɔ bɔne kwan soɔ+ no, ɔbɛhwe ɔno ara amena mu,+ na wɔn a wɔn ho nni asɛm deɛ, wɔbɛnya adepa adi.+
11 Ɔdefoɔ yɛ n’ani so onyansafoɔ,+ na ɔbrɛfoɔ a ɔwɔ nhunumu deɛ, ɔhunu deɛ ɛwɔ ne mu.+
12 Sɛ ateneneefoɔ di ahurisie a,+ ɛyɛ fɛ pii; na sɛ nnebɔneyɛfoɔ sɔre a, nnipa sakra wɔn ho.+
13 Deɛ ɔkata ne mmarato soɔ no, ɛrensi no yie,+ na deɛ ɔka na ɔgyae no, wɔbɛhu no mmɔbɔ.+
14 Anigyeɛ ne onipa a ɔsuro ne ho daa,+ na deɛ ɔpirim n’akoma deɛ, ɔbɛhwe mmusuo mu.+
15 Sodifoɔ bɔne a ɔdi abrɛfoɔ soɔ no te sɛ gyata a ɔbobom ne sisire a wabɔ kirididi reba.+
16 Ɔkannifoɔ a ɔnni nhunumu amimdie dɔɔso,+ na deɛ ɔkyiri mfaso bɔne+ no bɛma ne nna akyɛ.
17 Onipa a ɔkra mogya ho afɔdie da ne so no, ɔbɛdwane ara akɔtɔ amena mu.+ Mma obiara nnsɔ ne mu.
18 Deɛ ɔnam pɛyɛ mu no bɛnya nkwa,+ na deɛ ɔkyea n’akwan no bɛhwe ase prɛko pɛ.+
19 Deɛ ɔdɔ n’asase no bɛnya aduane adi amee,+ na deɛ ɔdi adehunu akyi no, ohia bɛmee no.+
20 Onipa nokwafoɔ bɛnya nhyira pii,+ na deɛ ɔrepɛ ntɛm anya ne ho no remfa ne ho nni.+
21 Ɛnyɛ sɛ wobɛyɛ animhwɛ,+ na ɛnyɛ nso sɛ paanoo sini nti, ɔbarima bɛto mmara.
22 Oniberefoɔ ha ne ho ahonyadeɛ ho,+ nanso ɔnnim sɛ ohia na ɛbɛba ne soɔ.
23 Deɛ ɔka obi anim no,+ akyire yi ɔbɛnya animuonyam asene deɛ ɔde ne kɛtrɛma dɛfɛdɛfɛ.
24 Deɛ ɔbɔ ne papa ne ne maame korɔno+ na ɔka sɛ: “Ɛnyɛ bɔne”+ no, ɔyɛ ɔdesɛefoɔ adamfo.
25 Deɛ ɔyɛ ahantan no hwanyan ntɔkwa mu,+ na deɛ ɔde ne ho to Yehowa soɔ no deɛ, ɔbɛdɔ sradeɛ.+
26 Deɛ ɔde ne ho to ɔno ara akoma so yɛ kwasea,+ na deɛ ɔnante nyansa mu na ɔbɛnya ne tiri adidi mu.+
27 Deɛ ɔma ohiani no, hwee renhia no,+ na deɛ ɔyi n’ani deɛ, ɔbɛnya nnome pii.+
28 Sɛ nnebɔneyɛfoɔ sɔre a, nnipa hunta;+ na sɛ wɔyera a, ateneneefoɔ dɔɔso.+