Yesaia
40 “Monkyekyere me man werɛ, monkyekyere wɔn werɛ,” mo Nyankopɔn asɛm nie.+ 2 “Monka mma Yerusalem akoma ntɔ ne yam+ sɛ ne nkoadwuma aba awieeɛ,+ na watua ne bɔne so ka awie.+ Na wanya ne bɔne so akatua nyinaa afiri Yehowa nsam.”+
3 Tie! Obi reteam wɔ serɛ so sɛ:+ “Monsiesie Yehowa kwan!+ Momma yɛn Nyankopɔn tempɔn ntene wɔ asase pradaa so.+ 4 Momma abɔn nyinaa so,+ na mommrɛ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ase.+ Ma deɛ ayɛ afuafu no nyɛ asasetamaa na mmonkyimmɔnka nyɛ tonomtonom.+ 5 Afei wɔbɛyi Yehowa animuonyam adi,+ na honam nyinaa bɛhunu prɛko,+ ɛfiri sɛ Yehowa no ara ano na aka.”+
6 Hwɛ, obi se: “Team!”+ Na ɔbisaa sɛ: “Menteam nka sɛn?”
“Ɔhonam nyinaa te sɛ serɛ, na wɔn adɔeɛ nyinaa te sɛ wuram nhwiren.+ 7 Wura mono awo, na nhwiren ahye,+ ɛfiri sɛ Yehowa honhom ahu afa so.+ Ampa ara ɔman no te sɛ wura mono.+ 8 Wura mono awo, na nhwiren ahye,+ nanso yɛn Nyankopɔn asɛm deɛ, ɛbɛtim hɔ daa.”+
9 Ɔbaa a wode asɛmpa ba Sion,+ foro kɔ bepɔ tenten so.+ Ɔbaa a wode asɛmpa ba Yerusalem, ma wo nne so dendeenden.+ Ma so. Nsuro.+ Ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ: “Mo Nyankopɔn nie.”+ 10 Hwɛ, Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛba sɛ ɔhoɔdenfoɔ, na ne basa bɛdi tumi ama no.+ Hwɛ, n’akatua wɔ ne nkyɛn,+ deɛ ɔde tua ka di n’anim.+ 11 Ɔbɛhwɛ ne nnwan sɛ odwanhwɛfoɔ.+ Ɔbɛma ne nnwammaa so wɔ ne basa so+ na waturu wɔn ne kokom.+ Wɔn a wɔma nufoɔ no, ɔbɛka wɔn brɛoo.+
12 Hwan na ɔsusu nsuo wɔ ne nsayam+ ne ɔsoro wɔ ne nsam,+ na ɔde susukoraa susu asase so mfuturo,+ na ɔde nsania kari mmepɔ anaa abrammoɔ kari nkokoɔ? 13 Hwan na ɔnim Yehowa honhom mu, na onipa bɛn na ɔbɛtumi atu no foɔ ama no ahunu biribi?+ 14 Hwan na ɔne no atu agyina na wama no ate biribi ase, anaa ɔkyerɛ no atɛntenenee kwan anaa ɔkyerɛ no nimdeɛ+ anaa ɔma no hunu nteaseɛ kwan paa?+
15 Hwɛ, amanaman te sɛ bokiti mu nsuko baako, na ɔbu wɔn sɛ nsania so mfuturo bi kɛkɛ.+ Hwɛ, ɔma nsupɔ so sɛ mfuturo muhumuhu.+ 16 Lebanon nnua nyinaa mpo rensõ nnyina a wɔde bɛsɔ gya, na ne mmoadoma+ rensõ ɔhyeɛ afɔdeɛ.+ 17 Aman nyinaa te sɛ biribi a ɛnni hɔ wɔ n’anim;+ ɔbu wɔn sɛ adehunu bi a ɛmmaa da.+
18 Hwan ho na mobɛtumi de Onyankopɔn atotoɔ,+ na ɛdeɛn na mode bɛsusu no?+ 19 Odwumfoɔ gu honi,+ ɔtomfoɔ de sika dura ho,+ na ɔde dwetɛ ntweaban gugu ho.+ 20 Ɔfa dua a ɛmporɔeɛ sɛ ayɛyɛdeɛ.+ Na ɔhwehwɛ odwumfoɔ a ne ho akokwa ma no sene ohoni+ a ɛnhinhim.+
21 Enti monnim? Monteeɛ? Wɔnka nkyerɛɛ mo mfirii mfitiaseɛ? Ɛfiri asase nhyɛaseɛ montee nneɛma ase anaa?+ 22 Obi wɔ hɔ a ɔte asase kurukuruwa soɔ,+ na wɔn a wɔte mu no te sɛ mmɛbɛ. Ɔno na ɔtwe ɔsoro mu sɛ ntentantam, na ɔtrɛ mu sɛ ntomadan a wɔtena mu.+ 23 Ɔno na ɔbrɛ aberempɔn aseɛ ma wɔba fam koraa a wɔnsɛ hwee, na ɔma asase so atemmufoɔ yɛ sɛ adehunu bi kɛkɛ.+
24 Sɛ wɔnya tɛ wɔn, na wɔdua wɔn, na wɔnya nya nhini wɔ asase mu,+ na obi hu mframa gu wɔn so ara pɛ a, na wɔakusa,+ na ahum soa wɔn kɔ sɛ ntɛtɛ.+
25 “Hwan ho na mode me bɛtoɔ ama ɔne me asɛ?” Ɔkronkronni no na aka.+ 26 “Momma mo ani so nhwɛ soro. Hwan na ɔbɔɔ yeinom nyinaa?+ Ɔno na ɔbu wɔn asafodɔm ano yi wɔn adie, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.+ Na n’ahoɔden+ dodoɔ ne ne tumi mmorosoɔ nti, wɔn mu baako mpo nyera.
27 “Yakob, adɛn nti na wokasa; Israel, adɛn nti na woka sɛ, ‘Me kwan ahunta Yehowa,+ na m’atemmuo ayera me Nyankopɔn no ara anim’?+ 28 Wonnim, na wonteeɛ?+ Yehowa a ɔbɔɔ asase anoano nohoa no yɛ daa Nyankopɔn.+ Ɔmmrɛ na ɔmmoto.+ Na obiara ntumi nhwehwɛ ne nteaseɛ mu nwie.+ 29 Ɔma deɛ wabrɛ no tumi,+ na deɛ ɔnni ahoɔden+ pii no ɔma no nya no mmorosoɔ. 30 Mmarimaa bɛbrɛ na wɔaboto, na mmeranteɛ bɛsunti, 31 nanso wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa+ soɔ no bɛnya ahoɔden foforɔ.+ Wɔde ntaban bɛtu sɛ akɔdeɛ.+ Wɔbɛtu mmirika nso wɔremmoto, wɔbɛnante nso wɔremmrɛ.”+