Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Numeri 14:30
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 30 Mo mu biara nni hɔ a ɔbɛkɔ asaase a mekaa ntam* sɛ mɛma moatena so no so,+ gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.+

  • Numeri 26:65
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 65 Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, na Yehowa aka afa wɔn ho sɛ: “Sɛdeɛ ɛteɛ biara, wɔbɛwuwu wɔ serɛ no so.”+ Enti wɔn mu ɔbarima baako mpo anka, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.+

  • Numeri 32:11, 12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 ‘Mmarima a wɔfiri Egypt baeɛ a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ nyinaa renhunu asaase a mekaa Abraham ne Isak ne Yakob ntam sɛ mede bɛma wɔn no,+ ɛfiri sɛ wɔamfa wɔn akoma nyinaa anni m’akyi. 12 Kaleb,+ Kenisini Yefune ba no, ne Nun ba Yosua+ nko ara na wɔbɛhunu asaase no, ɛfiri sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa dii Yehowa akyi.’+

  • Deuteronomium 1:35, 36
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 35 ‘Awoɔ ntoatoasoɔ bɔne yi mu barima baako mpo renhu asaase pa a mekaa mo agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no,+ 36 gye Yefune ba Kaleb. Ɔno na ɔbɛhunu, na mede asaase a ɔkɔɔ so no bɛma ɔne ne mma, ɛfiri sɛ ɔde n’akoma nyinaa* adi Yehowa akyi.+

  • Yosua 14:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Afei Yuda mmarima baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal,+ na Kenisini Yefune ba Kaleb+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara wonim asɛm a Yehowa ka faa me ne wo ho+ kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa Mose+ wɔ Kades-Barnea.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane