Dwom
3 Momfa ne din kronkron no nhoahoa mo ho.+
Momma wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no akoma nni ahurisie.+
4 Monhwehwɛ Yehowa+ ne n’ahoɔden.
Monhwehwɛ n’anim adom daa.
5 Anwanwadwuma ne nsɛnkyerɛnne a wayɛ
Ne n’atemmusɛm no, monkae,+
6 Mo a moyɛ n’akoa Abraham asefoɔ*+
Ne Yakob mma a wayi mo.+
7 Ɔno ne Yehowa, yɛn Nyankopɔn;+
N’atemmusɛm kɔduru asaase so baabiara.+
8 N’apam ne ɛbɔ a ɔhyɛɛ* awoɔ ntoatoasoɔ apem no,+
Ɔkae kɔsi daa;+
9 Ɛno ne apam a ɔne Abraham yɛeɛ+
Ne ntam a ɔkaa Isak no.+
10 Ɔde yɛɛ ahyɛdeɛ maa Yakob,
Na ɔde maa Israel sɛ daa apam.
11 Ɔkaa sɛ: “Mede Kaanan asaase bɛma wo+
Sɛ agyapadeɛ a matwa ama wo.”+
14 Wamma obiara anhyɛ wɔn so,+
Na mmom wɔn nti ɔkaa ahemfo anim.+
15 Ɔkaa sɛ: “Mommfa mo nsa nnka me nkurɔfoɔ a masra wɔn no,
Na monnyɛ m’adiyifoɔ bɔne.”+
18 Wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu* ne nan,+
Na wɔde dadeɛ hyɛɛ ne kɔn;*
19 Ansa na bɔhyɛ no reba mu no,+
Yehowa anom asɛm na ɛmaa ne ho teeɛ.
21 Ɔde no sii ne fie so panin,
Na ɔmaa no dii n’agyapadeɛ nyinaa so;+
22 Ɔmaa no kwan sɛ ɔnni n’adehyeɛ so tumi*
sɛdeɛ ɔpɛ,*
Na ɔnkyerɛ ne mpanimfoɔ nyansa.+
24 Onyankopɔn maa ne man ase trɛɛ paa,+
Na ɔmaa wɔbɛyɛɛ den senee wɔn atamfo;+
25 Ɔsesaa atamfo no akoma maa wɔtan ne man,
Na wɔbɔɔ n’asomfoɔ ho pɔ.+
33 Ɔsɛee wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma nnua,
Na ɔbubuu wɔn asaase so nnua nyinaa.
35 Wɔwee asaase no so nhaban nyinaa;
Na wɔn mfuo mu nnɔbaeɛ nso, wɔweeɛ.
37 Ɔgyee ne man firii hɔ de dwetɛ ne sika kɔkɔɔ kaa wɔn ho;+
Obiara nni n’abusuakuo mu a ɔyɛɛ mmerɛ.*
39 Ɔtrɛɛ mununkum mu de gyee wɔn ho ban,+
Na egya maa wɔn hann anadwo.+
42 Ne bɔhyɛ kronkron a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ n’akoa Abraham no, ɔkaeeɛ.+
44 Ɔde amanaman no nsaase maa wɔn,+
Na deɛ aman foforɔ abrɛ anya no bɛdii wɔn nsam,+
45 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛdi n’ahyɛdeɛ so,+
Na wɔadi ne mmara so.
Monyi Yah ayɛ!*