Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ. Yehowa akoa Dawid dwom; ɛda a Yehowa gyee no firii Saul ne n’atamfo nyinaa nsam no, saa da no na ɔkaa dwom yi mu nsɛm kyerɛɛ Yehowa. Ɔkaa sɛ:+
18 O Yehowa, wone m’ahoɔden,+ na medɔ wo.
2 Yehowa ne me botan, m’abandenden, ne me Gyefoɔ.+
Me Nyankopɔn yɛ me botan.+ Ɔno ne me dwankɔbea,
Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, me hintabea.+
3 Yehowa fata ayeyie paa, na ɔno na mesu frɛ no;
Ɔbɛgye me afiri m’atamfo nsam.+
4 Owuo nhoma bɛkyekyeree me;+
Ahuhufoɔ a wɔte sɛ nsuyire hunahunaa me.+
5 Adamena nhoma twaa me ho hyiaeɛ;
Owuo sum mfidie wɔ m’anim.+
6 Mesu frɛɛ Yehowa wɔ m’ahohia mu;
Mesu frɛɛ me Nyankopɔn daa.
Ɔtee me nne wɔ n’asɔrefie hɔ,+
Na me sufrɛ no duruu n’asom.+
7 Ɛnna asaase hinhimiiɛ, na ɛwosoeɛ;+
Mmepɔ fapem wosoeɛ,
Na n’abufuo nti, ɛwosoo biribiri.+
8 Wisie firi ne hwene mu pueeɛ,
Na egya a ɛhye adeɛ firi n’anom bae;+
Nnyasramma firi ne mu dɛreeɛ.
9 Ɔmaa ɔsoro kuntunuiɛ, na ɔsianeeɛ.+
Ná mununkum kusuu wɔ ne nan ase.+
10 Ɔtenaa kerubim so tu baeɛ.+
Ɔtenaa ɔbɔfoɔ ntaban so too hoo baa fam.+
11 Afei ɔde esum twaa ne ho hyiae;+
Ɔde nsuo a amuna tumm ne mununkum kusuu+
Kataa ne so te sɛ apata.
12 Hann a ɛfiri n’anim nti,
Asukɔtweaa ne nnyasramma firi mununkum mu bae.
13 Ɛnna Yehowa firi soro boboom;+
Ɔsorosoroni no maa ne nne so,+
Na asukɔtweaa ne nnyasramma nso bae.
14 Ɔtotoo n’agyan, na ɛbɔɔ wɔn hweteeɛ;+
Ɔmaa n’anyinam pae guu wɔn so, na wɔn ani so tan wɔn.+
15 Nsuo ase daa adi;+
O Yehowa, asaase fapem yii ne ho adi,
W’animka ne wo hwene mu home nti.+
16 Ɔtenee ne nsa firii soro;
Ɔsɔɔ me mu yii me firii nsuo a emu dɔ mu.+
17 Ɔgyee me firii me tamfo hoɔdenfoɔ nsam,+
Wɔn a wɔkyiri me na wɔn ho yɛ den sene me no.+
18 Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da,+
Nanso Yehowa twitwa gyee me.
19 Ɔde me kɔɔ baabi a bɔne biara renka me;
Ɔpɛ m’asɛm nti, ɔgyee me.+
20 Me tenenee nti, Yehowa tua me ka;+
Me ho a ɛnni asɛm nti, ɔma me akatua.+
21 Mafa Yehowa akwan so,
Na mennyaa me Nyankopɔn nkɔyɛɛ bɔne.
22 N’atemmusɛm nyinaa wɔ m’anim;
N’ahyɛdeɛ nso, meremmu no animtia.
23 Meremma asɛm mma me ho wɔ n’anim,+
Na mɛtwe me ho afiri bɔne ho.+
24 Me tenenee ne me ho a ɛnni asɛm nti,+
Ma Yehowa mma me akatua.+
25 Deɛ ɔyɛ ɔnokwafoɔ no, wo nso wobɛdi no nokorɛ;+
Ɔbarima a ne ho nni asɛm no, wobɛma no ahu sɛ wo ho nni asɛm;+
26 Deɛ ɔyɛ kronkron no, wo nso wobɛyɛ kronkron ama no,+
Na deɛ ɔyɛ ɔdaadaafoɔ no, wobɛkyerɛ no sɛ w’ani ate kyɛn no.+
27 Wotwitwa gye mmɔborɔwafoɔ;+
Na ahantanfoɔ deɛ, wobrɛ wɔn ase.+
28 O Yehowa, wo na woma me kanea hyerɛn;
Me Nyankopɔn, wo na woma esum dane hann ma me.+
29 Woboa me ma meto hyɛ akorɔmfo-werɛmfoɔ dɔm so;+
Onyankopɔn tumi nti, metumi foro fasuo.+
30 Nokorɛ Nyankopɔn no kwan di mu;+
Yehowa asɛm nso, wɔasɔne so.+
Ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔde no ayɛ wɔn dwankɔbea nyinaa.+
31 Hwan na ɔyɛ Onyankopɔn ka Yehowa ho?+
Na hwan na ɔyɛ ɔbotan ka yɛn Nyankopɔn ho?+
32 Nokorɛ Nyankopɔn no na ɔde ahoɔden kata me ho,+
Na ɔbɛma me kwan adi mu.+
33 Ɔma me nan yɛ sɛ wansane deɛ,
Na ɔma megyina sorosoro.+
34 Ɔkyerɛ me nsa akodie;
Me basa tumi kuntunu kɔbere agyan mu.
35 Wode wo nkwagyeɛ kyɛm ma me,+
Wo nsa nifa na ekura me mu,
Na w’ahobrɛaseɛ ma meyɛ kɛseɛ.+
36 Wotrɛ m’anammɔn kwan mu;
Me nan renwatiri.+
37 Mɛti m’atamfo akɔto wɔn;
Merensan kɔsi sɛ mɛtɔre wɔn ase.
38 Mɛbubu wɔn na wɔrentumi nsɔre bio;+
Wɔbɛhwe ase me nan ase.
39 Wobɛma me ahoɔden a mede bɛdi ako;
Wobɛma m’atamfo ahwe ase me nan ase.+
40 Wobɛma m’atamfo adane wɔn ho adwane,
Na wɔn a wɔkyiri me no, mɛsɛe wɔn.+
41 Wɔsu hwehwɛ mmoa, nanso ɔgyefoɔ biara nni hɔ;
Wɔsu frɛ Yehowa mpo, nanso ɔmmua wɔn.
42 Mɛyam wɔn muhumuhu sɛ mfuturo a ɛnam mframa mu;
Mɛto wɔn agu sɛ abɔnten so atɛkyɛ.
43 Ɔman a wɔkasa tia me no, wobɛgye me afiri wɔn nsam.+
Wobɛma madi amanaman so.+
Ɔman a mennim wɔn no, wɔn na wɔbɛsom me.+
44 Atesɛm kɛkɛ bɛma wɔayɛ aso ama me;
Ahɔhoɔ bɛbrɛ wɔn ho ase ama me.+
45 Ahɔhoɔ bɛpa aba;
Wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn hintabea apue.
46 Yehowa te ase! Ayeyie nka me Botan no!+
Me nkwagyeɛ Nyankopɔn no, ma yɛnkamfo no.+
47 Nokorɛ Nyankopɔn no na ɔtua m’atamfo so ka ma me;+
Ɔka aman gu me nan ase.
48 Ɔgye me firi m’atamfo a wɔn bo afu nsam;
Woma me so, na wɔn a wɔto hyɛ me so no annya me;+
Wogye me firi wudini nsam.
49 O Yehowa, ɛno nti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu,+
Na mɛto ayeyi nnwom ama wo din.+
50 Nkwagyeɛ nnwuma akɛseɛ na ɔyɛ ma ne hene,+
Ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ deɛ wasra no no,+
Dawid ne n’aseni daa.+