Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Sakaria Nwoma No Mu Nsɛntitire SAKARIA EMU NSƐNTITIRE 1 Yehowa srɛɛ ne nkurɔfoɔ no sɛ wɔnsan mmra ne nkyɛn (1-6) ‘Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan aba mo nkyɛn’ (3) Anisoadehunu 1: Mmarima nnan a wɔtete apɔnkɔ so (7-17) “Yehowa bɛsan akyekye Sion werɛ” (17) Anisoadehunu 2: Mmɛn nnan ne adwumfoɔ nnan (18-21) 2 Anisoadehunu 3: Ɔbarima bi a ɔkura susuhoma (1-13) Wɔbɛsusu Yerusalem (2) Yehowa yɛ ‘egya fasuo a atwa Yerusalem ho nyinaa ahyia’ (5) Ɔde ne nsa aka Onyankopɔn ani kosua (8) Aman pii de wɔn ho bɛbata Yehowa ho (11) 3 Anisoadehunu 4: Wɔyii ɔsɔfo panin ataadeɛ no maa no foforɔ (1-10) Satan sii Ɔsɔfo Panin Yosua kwan (1) ‘Mede m’akoa a ne din de Mfefɛeɛ no bɛba!’ (8) 4 Anisoadehunu 5: Kaneadua ne ngodua mmienu (1-14) ‘Ɛnyɛ nnipa ahoɔden, na mmom me honhom’ (6) Mmu ɛda a adwuma no firii aseɛ nketenkete no animtia (10) 5 Anisoadehunu 6: Nwoma mmobɔeɛ bi a atu nam wiem (1-4) Anisoadehunu 7: Ɛyɛ efa susudeɛ (5-11) Ɔbaa a ɔhyɛ susudeɛ no mu no din de Amumuyɛ (8) Wɔfaa susudeɛ no kɔɔ Sinar (9-11) 6 Anisoadehunu 8: Nteaseɛnam nnan (1-8) Mfefɛeɛ no bɛyɛ ɔhene ne ɔsɔfoɔ (9-15) 7 Yehowa mpɛ akɔnkyene a ɛmfiri akomam (1-14) “Moyɛɛ akɔnkyene no maa me anaa?” (5) “Mommu atɛntenenee, na obiara nna ɔdɔ a ɛnni huammɔ adi nkyerɛ ne yɔnko na ɔnhu no mmɔbɔ” (9) 8 Yehowa ama Sion anya asomdwoeɛ na wama nokorɛdie akɔ so wɔ hɔ (1-23) Yerusalem yɛ “nokorɛ kuro” (3) “Obiara nka nokorɛ nkyerɛ ne yɔnko” (16) Akɔnkyene ne adidie (18, 19) ‘Momma yɛnkɔhwehwɛ Yehowa akyiri akwan’ (21) Nnipa du bɛsosɔ Yudani baako ataadeɛ mu (23) 9 Onyankopɔn bɛbu amanaman no atɛn (1-8) Sion hene reba (9, 10) Ɔhene a ɔbrɛ ne ho ase te afunumu so (9) Wɔgyaa Yehowa nkurɔfoɔ (11-17) 10 Monsrɛ Yehowa na ɔmma nsuo ntɔ, na ɛnyɛ atorɔ anyame (1, 2) Yehowa ama ne nkurɔfoɔ ayɛ baako (3-12) Atitire a wɔfiri Yuda fie (3, 4) 11 Sɛ yɛantie Onyankopɔn dwanhwɛfoɔ pa no a, deɛ ɛde ba (1-17) “Hwɛ nnwan a wɔrebɛku wɔn no so” (4) Poma mmienu: Anisɔ ne Nkabom (7) Odwanhwɛfoɔ akatua: nnwetɛbena 30 (12) Sika a wɔto guu sika akoraeɛ hɔ (13) 12 Yehowa bɛko ama Yuda ne Yerusalem (1-9) Yerusalem bɛyɛ “ɛboɔ a emu yɛ duru” (3) Wɔbɛsu deɛ wɔde adeɛ wɔɔ no no pii (10-14) 13 Wɔbɛyi ahoni ne atorɔ adiyifoɔ afiri asaase no so (1-6) Atorɔ adiyifoɔ bɛfɛre (4-6) Wɔbɛbɔ odwanhwɛfoɔ no (7-9) Baako a aka no, wɔbɛyiyi wɔn mu fĩ (9) 14 Nokorɛ som bɛdi nkonim kɛseɛ (1-21) Ngodua Bepɔ no mu bɛpae mmienu (4) Yehowa bɛyɛ baako, na ne din ayɛ baako (9) Ɔhaw a ɛbɛba Yerusalem asɔretiafoɔ so (12-15) Wɔbɛdi Apata Afahyɛ no (16-19) Dadesɛn biara bɛyɛ kronkron ama Yehowa (20, 21)