SAMUEL NWOMA A ƐTƆ SO MMIENU
1 Saul wuo akyi a Dawid kɔdii Amalekfoɔ so nkonim* baeɛ no, Dawid san bɛtenaa Siklag+ nnanu. 2 Ne nnansa so no, ɔbarima bi firi Saul asraafoɔ no mu baeɛ, na ɔreba no, na wasuan n’ataadeɛ mu de dɔteɛ agu ne tirim. Berɛ a ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase de n’anim butuu fam.
3 Dawid bisaa no sɛ: “Ɛhe na wofiri reba yi?” Na ɔbuaa sɛ: “Israel asraafoɔ mu na mefiri a madwane aba ha yi.” 4 Dawid bisaa no sɛ: “Nneɛma kɔɔ so sɛn? Mesrɛ wo, ka kyerɛ me.” Na ɔkaa sɛ: “Asraafoɔ no adwane afiri akono, na wɔn mu pii awuwu; Saul ne ne ba Yonatan nso awu.”+ 5 Ɛnna Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛkaa asɛm no sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wohuu sɛ Saul ne ne ba Yonatan awu?” 6 Ɛnna aberanteɛ no kaa sɛ: “Mekɔpuee Gilboa Bepɔ so,+ na mehuu sɛ Saul twere ne pea. Ná asraafoɔ a wɔka nteaseɛnam ne wɔn a wɔtete apɔnkɔ so no ato no awie.+ 7 Berɛ a ɔtwaa n’ani a ɔhuu me no, ɔfrɛɛ me, na megyee so sɛ, ‘Menie!’ 8 Ɛnna ɔbisaa me sɛ, ‘Wofiri he?’ Na mekaa sɛ, ‘Meyɛ Amalekni.’+ 9 Afei ɔkaa sɛ, ‘Mesrɛ wo, bɛn me na ku me, na merehunu amane paa nanso menwuiɛ.’* 10 Enti mebɛn no kum no,+ ɛfiri sɛ sɛdeɛ na wapira da hɔ no, mehuu sɛ ɔrennya nkwa. Afei metuu n’ahemmotire na meyii ne nkapo sɛ mede rebrɛ me wura.”
11 Ɛnna Dawid sɔɔ n’ataadeɛ mu suan mu, na mmarima a wɔka ne ho no nyinaa nso yɛɛ saa. 12 Ɛsiane sɛ na Saul ne ne ba Yonatan ne Yehowa man ne Israel fie awuwu+ wɔ sekan ano nti, wɔsu bɔɔ bena, na wɔyɛɛ akɔnkyene*+ kɔsii anwummerɛ.
13 Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛkaa asɛm no sɛ: “Wofiri he?” Na ɔbuaa sɛ: “Amalekni bi a wabɛsoɛ ɔman yi mu ba ne me.” 14 Ɛnna Dawid bisaa no sɛ: “Adɛn nti na woansuro sɛ wode wo nsa bɛka deɛ Yehowa asra no?”+ 15 Afei Dawid frɛɛ mmeranteɛ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ ne so kɔku no.” Enti ɔkɔɔ ne so kɔkum no.+ 16 Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo mogya bɛgu wo ara wo tiri so ɛfiri sɛ wo ara w’ano na adi adanseɛ atia wo sɛ, ‘Me na mekum deɛ Yehowa asra no no.’”+
17 Afei Dawid twaa Saul ne ne ba Yonatan ho awerɛhoɔ dwom,*+ 18 na ɔkaa sɛ awerɛhoɔ dwom yi a wɔatwerɛ no Yasar nwoma mu+ a wɔato din “Agyan” no, wɔnkyerɛ Yudafoɔ no:
19 “O Israel, w’ahoɔfɛfoɔ na awuwu wɔ wo mmepɔ so yi.+
Hwɛ sɛdeɛ akatakyie ahwehwe ase!
Mommmɔ no dawuro wɔ Askelon mmɔnten so,
Anyɛ saa a Filistifoɔ mma mmaa ani bɛgye,
Na momonotofoɔ* mma mmaa bɛdi ahurisie.
Mma bosuo anaa nsuo nntɔ nngu mo so,
Na mma nneɛma mmfifi mo nsaase so mma wɔmmfa nnyi ntoboa kronkron,+
Ɛfiri sɛ ɛhɔ na akatakyie kyɛm ho guu fĩ;
Saul kyɛm no, afei deɛ, ɛrenyɛ deɛ wɔde ngo asra ho bio.
22 Yonatan agyan anni hwammɔ,+
Na Saul sekan nso anto amfom,+
Ɛhwiee akofoɔ mogya guiɛ, na ɛdii akatakyie nam.
23 Berɛ a Saul ne Yonatan+ te ase no, na nkurɔfoɔ dɔ wɔn na wɔpɛ wɔn asɛm,*
Owuo mu nso, wɔn mu antete.+
24 O Israel mma mmaa, monsu Saul;
Ɔno na ɔde ntoma kɔkɔɔ firaa mo na ɔde afɛfɛdeɛ nyinaa bi hyɛɛ mo;
Ɔno na ɔde sika kɔkɔɔ agudeɛ guu mo ntaadeɛ so.
25 Hwɛ sɛdeɛ akatakyie ahwehwe ase wɔ ɛko mu!
Hwɛ sɛdeɛ Yonatan atɔ fam wɔ wo bepɔ so!+
Ɔdɔ a na wodɔ me no yɛ nwanwa; ɛsene mmaa dɔ koraa.+
27 Hwɛ sɛdeɛ akatakyie ahwehwe ase
Na akodeɛ asɛe!”
2 Ɛno akyi no, Dawid bisaa Yehowa sɛ:+ “Menkɔ Yuda nkuro no bi mu anaa?” Na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wobɛtumi akɔ.” Ɛnna Dawid san bisaa sɛ: “Ɛhe na menkɔ?” Na ɔkaa sɛ: “Kɔ Hebron.”+ 2 Ɛnna Dawid kɔɔ hɔ, ɔne ne yerenom mmienu no, Yesreelni Ahinoam+ ne Abigail+ a berɛ bi na ɔware Karmelni Nabal no. 3 Dawid de mmarima a wɔka ne ho+ no nso kɔe, obiara ne n’abusua, na wɔkɔtenatenaa Hebron nkuro mu. 4 Ɛnna Yuda mmarima baa hɔ, na wɔsraa Dawid ngo sii no hene wɔ Yuda fie so.+
Nkurɔfoɔ bɛka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yebes-Gileadfoɔ na wɔsiee Saul.” 5 Enti Dawid tuu abɔfoɔ kɔɔ Yebes-Gilead mmarima nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa nhyira mo sɛ moada ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ mo wura Saul, na moasie no.+ 6 Na afei ma Yehowa nna ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi nkyerɛ mo na ɔnni mo nokorɛ. Deɛ moayɛ yi nti, me nso mɛda ayamyɛ adi akyerɛ mo.+ 7 Afei monhyɛ mo nsam den na monnya akokoɔduro, ɛfiri sɛ mo wura Saul awu, na Yuda fie asra me de me asi wɔn so hene.”
8 Nanso saa berɛ no, na Ner ba Abner+ a ɔyɛ Saul asraafoɔ no so sahene no afa Saul ba Is-Boset+ de no atwa asubɔnten no kɔ Mahanaim,+ 9 na na wasi no hene wɔ Gileadfoɔ,+ Asurifoɔ, Yesreelfoɔ,+ Efraimfoɔ,+ Benyaminfoɔ, ne Israelfoɔ nyinaa so. 10 Berɛ a Saul ba Is-Boset bɛdii Israel so hene no, na wadi mfeɛ 40, na ɔdii hene mfeɛ mmienu. Yuda fie deɛ, na wɔwɔ Dawid afã.+ 11 Mfeɛ* a Dawid de dii Yuda fie so hene wɔ Hebron no yɛ mfeɛ nson ne abosome nsia.+
12 Akyire yi, Ner ba Abner ne Saul ba Is-Boset nkoa firii Mahanaim+ kɔɔ Gibeon.+ 13 Na Seruia+ ba Yoab+ ne Dawid nkoa nso firii adi, na wɔkɔhyiaa wɔ Gibeon tadeɛ no ho; wɔtenatenaa ase, weinom wɔ tadeɛ no fã ha, na weinom nso wɔ tadeɛ no fã ha. 14 Afei Abner ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Yɛmma mmeranteɛ no nsɔre na wɔmfa nsi ani* mma yɛnhwɛ.” Ɛnna Yoab kaa sɛ: “Ma wɔnsɔre ɛ.” 15 Enti obiara kan ne nnipa na wɔbɛgyinaa anim; Benyamin ne Saul ba Is-Boset nkurɔfoɔ yɛ 12, na Dawid asomfoɔ nso yɛ 12. 16 Sɛ obiara sɔ ne yɔnko ti a, na ɔde ne sekan awɔ ne mfem, na wɔn nyinaa abom awu. Enti wɔfrɛɛ hɔ Helkat-Hasurim a ɛwɔ Gibeon.
17 Wei akyi no, ntɔkwa a ɛkɔɔ so saa da no mu yɛɛ den paa. Abner ne Israel mmarima dii nkoguo wɔ Dawid nkoa no anim. 18 Saa berɛ no, na Seruia mma mmarima mmiɛnsa no+ wɔ hɔ, Yoab,+ Abisai,+ ne Asahel;+ ná Asahel nan ase yɛ hare sɛ adowa a ɔwɔ wuram. 19 Asahel tuu mmirika dii Abner akyi, na wampɛ sɛ ɔmane kɔ Abner nifa anaa ne benkum. 20 Berɛ a Abner twaa n’ani hwɛɛ n’akyi no, ɔbisaa sɛ: “Ɛyɛ wo Asahel anaa?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ me.” 21 Ɛnna Abner ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa w’ani kyerɛ nifa anaa benkum kɔkye mmeranteɛ no baako, na deɛ wobɛnya wɔ ne ho biara fa.” Nanso Asahel annyaa n’akyiri die. 22 Enti Abner san ka kyerɛɛ Asahel sɛ: “Gyaa m’akyiri die, anyɛ saa a mɛku wo. Ɛba saa a, mɛyɛ dɛn atumi ahwɛ wo nua Yoab anim?” 23 Nanso wansan. Enti Abner de ne pea no to wɔɔ ne yam+ maa pea no puee n’akyi, na ɔhwee fam wuu amonom hɔ ara. Obiara duru faako a Asahel hwee fam wuiɛ no a, na wagyina hɔ.
24 Ɛnna Yoab ne Abisai sɔɔ mmirika mu dii Abner akyi. Berɛ a awia rekɔtɔ no, wɔbɛduruu Amma bepɔ so. Sɛ obi rekɔ Gibeon serɛ so a, ɛne Gia di nhwɛanimu. 25 Na Benyaminfoɔ no boaboaa wɔn ho ano sɛ kuo baako kɔgyinaa Abner akyi wɔ kokoɔ bi so. 26 Ɛnna Abner teaam ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Enti sekan bɛdi nam akɔsi da bɛn? Wonnim sɛ awerɛhoɔ na ɛde bɛba? Ɛnneɛ da bɛn na wobɛka akyerɛ nkurɔfoɔ no sɛ wɔnnyaa wɔn nuanom akyiri die?” 27 Ɛnna Yoab kaa sɛ: “Sɛ́ nokorɛ Nyankopɔn no te ase yi, sɛ woankasa mu a, anka gye sɛ anɔpa na obiara bɛgyaa ne nua akyiri die.” 28 Afei Yoab bɔɔ abɛn, na ne mmarima no gyaa Israelfoɔ no akyiri die, na ɛko no baa awieeɛ.
29 Abner ne ne mmarima nso siim kɔfaa Araba+ anadwo no nyinaa, na wɔkɔtwaa Yordan, na wɔnante faa bɔn no mu* kɔpuee Mahanaim.+ 30 Berɛ a Yoab gyaa Abner akyiri die no, ɔboaboaa nnipa no nyinaa ano. Wɔhuu sɛ woyi Asahel firi mu a, na wɔahwere Dawid nkoa no mu nnipa 19. 31 Nanso na Dawid nkoa no adi Benyaminfoɔ ne Abner mmarima no so nkonim; wɔkunkum wɔn mmarima no mu 360. 32 Wɔfaa Asahel+ kɔsiee no wɔ ne papa asieeɛ wɔ Betlehem.+ Ɛnna Yoab ne ne mmarima no nantee anadwo no nyinaa, na wɔkɔduruu Hebron+ anɔpatutuutu.
3 Ntɔkwa a ɛbɛdaa Saul fie ne Dawid fie ntam no kyɛeɛ; Dawid kɔɔ so nyaa ahoɔden,+ na nkakrankakra Saul fie ahoɔden kɔɔ fam.+
2 Dawid woo mma mmarima wɔ Hebron.+ N’abakan ne Amnon+ a ɔne Yesreelni Ahinoam+ woo no no. 3 Abigail+ a berɛ bi na ɔware Karmelni Nabal no ba Kileab na ɔtɔ so mmienu. Deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom+ a ɔyɛ Gesur hene Talmai+ babaa Maaka ba no. 4 Deɛ ɔtɔ so nnan ne Hagit ba Adoniya,+ na deɛ ɔtɔ so nnum ne Abital ba Sefatia. 5 Deɛ ɔtɔ so nsia ne Dawid yere Egla ba Yitream. Weinom na Dawid woo wɔn wɔ Hebron.
6 Berɛ a Saul fie ne Dawid fie ntam ntɔkwa no rekɔ so nyinaa, na Abner+ refa kwan bi so ama ne diberɛ ayɛ kɛseɛ wɔ Saul fie. 7 Ná Saul wɔ mpena* bi a ne din de Rispa+ a ɔyɛ Aiya babaa. Akyire yi, Is-Boset+ bisaa Abner sɛ: “Adɛn nti na wo ne me papa mpena no daeɛ?”+ 8 Asɛm a Is-Boset kaeɛ no nti Abner bo fuu dendeenden, na ɔkaa sɛ: “Meyɛ kraman ti a ɛfiri Yuda abusua mu anaa? Ɔdɔ a ɛnni hwammɔ na mede adɔ wo papa Saul fie, ne nuanom, ne ne nnamfo abɛsi nnɛ, na memfaa wo nhyɛɛ Dawid nsa, nanso ɛnnɛ worebɔ me soboɔ wɔ ɔbaa ho. 9 Sɛ manyɛ deɛ Yehowa kaa ntam kyerɛɛ Dawid no+ amma Dawid a, Onyankopɔn ntua Abner ka na ɔmfa bi nka ho. 10 Mɛma deɛ ɔkaeɛ no aba mu. Ɔkaa sɛ ɔbɛma ahennie no afiri Saul fie, na wama Dawid ahennwa atim wɔ Israel ne Yuda so firi Dan akɔsi Beer-Seba.”+ 11 Na wantumi ammue n’ano anka biribiara ankyerɛ Abner bio, ɛfiri sɛ na ɔsuro no.+
12 Ɛhɔ ara na Abner tuu abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn kɔbisaa no sɛ: “Hwan na asaase no yɛ ne dea?” Ɔka kaa ho sɛ: “Wo ne me nyɛ apam, na mɛyɛ deɛ mɛtumi biara* ama Israel nyinaa aba w’afã.”+ 13 Ɛnna ɔno nso kaa sɛ: “Asɛmpa! Me ne wo bɛyɛ apam. Adeɛ baako pɛ na merebisa afiri wo hɔ. Ɛne sɛ, mma m’anim, gye sɛ wode Saul babaa Mikal+ abrɛ me ansa na woabɛhu me.” 14 Afei nso, Dawid tuu abɔfoɔ kɔɔ Saul ba Is-Boset+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa me yere Mikal ma me, me yere a mede adanseɛ bɛkyerɛɛ sɛ makum Filistifoɔ mmarima 100* ansa na wɔde no rema me awareɛ no.”+ 15 Enti Is-Boset soma maa wɔkɔfaa no firii ne kunu Paltiel+ a ɔyɛ Lais ba no nkyɛn baeɛ. 16 Berɛ a wɔde no reba no, ne kunu no nso dii n’akyi; ɔsu dii n’akyi ara kɔduruu Bahurim.+ Ɛnna Abner ka kyerɛɛ no sɛ: “San w’akyi kɔ!” Na ɔsan kɔeɛ.
17 Saa berɛ no, na Abner de nkra akɔma Israel mpanimfoɔ sɛ: “Dadaada nyinaa, na mopɛ sɛ Dawid di mo so hene. 18 Enti afei monkeka mo ho, ɛfiri sɛ Yehowa ka kyerɛɛ Dawid sɛ: ‘Menam m’akoa Dawid+ so na ɛbɛgye me man Israel afiri Filistifoɔ ne me man atamfo nyinaa nsam.’” 19 Ɛnna Abner ne Benyaminfoɔ+ nso kasaeɛ. Ɛno akyi no, Abner ankasa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron, na ɔkɔkaa agyina a Israel ne Benyamin fie nyinaa atu no kyerɛɛ no.
20 Berɛ a Abner ne mmarima 20 baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron no, Dawid too pono maa Abner ne mmarima a wɔka ne ho no. 21 Ɛnna Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ma menkɔboaboa Israel nyinaa ano mmra me wura ɔhene nkyɛn na wɔne wo nyɛ apam, na woadi deɛ wopɛ* nyinaa so hene.” Enti Dawid gyaa Abner kwan maa no de asomdwoeɛ kɔeɛ.
22 Emu hɔ ara na Dawid nkoa ne Yoab bɛduruu hɔ. Saa berɛ no, na wɔakɔko de nneɛma pii aba. Ná Abner afiri Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔ, ɛfiri sɛ na Dawid agya no kwan ama no de asomdwoeɛ kɔ. 23 Berɛ a Yoab+ ne asraafoɔ a wɔka ne ho no nyinaa bɛduruiɛ no, nkurɔfoɔ bɛbɔɔ Yoab amanneɛ sɛ: “Ner+ ba Abner+ baa ɔhene nkyɛn, na wagya no kwan ama no de asomdwoeɛ kɔ.” 24 Ɛnna Yoab kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔkaa sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Enti Abner aba wo nkyɛn, ɛnna woagyaa no ama no afa ne ho adi? 25 Wo ara wonim Ner ba Abner! Ɔbaa sɛ ɔrebɛdaadaa wo na wahu anammɔn a woretu ne biribiara a woreyɛ.”
26 Ɛnna Yoab firii Dawid nkyɛn, na ɔtuu abɔfoɔ sɛ wɔnti Abner nkɔfrɛ no mmra, na wɔne no firii Sira abura no ho san baeɛ, nanso na Dawid nnim ho hwee. 27 Berɛ a Abner san baa Hebron no,+ Yoab de no kɔɔ kuro pono no ano sɛ ɔrekɔka asɛm bi akyerɛ no wɔ kokoam. Nanso ɔde pea wɔɔ ne yam wɔ hɔ maa no wuiɛ.+ Ne nua Asahel a ɔkuu no* nti na ɔyɛɛ saa.+ 28 Akyire yi a Dawid teeɛ no, ɔkaa sɛ: “Me ne m’ahennie nni Ner ba Abner mogya ho fɔ+ wɔ Yehowa anim da. 29 Ma no nsan mmɛgu Yoab ne ne papa fie nyinaa tiri so.+ Mma ɔbarima a ɔyare,*+ kwatani,+ ɔbarima a ɔto asaawa,* onipa a ɔbɛwu wɔ sekan ano anaa deɛ aduane abɔ no+ mmpa Yoab fie da!” 30 Deɛ enti a Yoab ne ne nua Abisai+ kuu Abner+ ne sɛ, ɔkum wɔn nua Asahel wɔ Gibeon ko no mu.+
31 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɛ: “Monsunsuan mo ntaadeɛ mu, na momfira awerɛhoɔ ntoma* na monsu Abner.” Ɔhene Dawid nso dii funu no akyi. 32 Wɔsiee Abner wɔ Hebron, na ɔhene maa ne nne so suu wɔ Abner asieeɛ hɔ, na ɔman no nyinaa nso suiɛ. 33 Ɛnna ɔhene twaa Abner ho awerɛhoɔ dwom sɛ:
“Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Abner wu owuo a nteaseɛ nnim?
Wɔkuu wo sɛ obi a nnipabɔnefoɔ* nsa aka no.”+
Ɛnna ɔman no nyinaa suu no bio.
35 Akyire yi, ɔman no nyinaa brɛɛ Dawid aduane sɛ wɔde rebɛkyekye ne werɛ* saa da no, nanso Dawid kaa ntam sɛ: “Sɛ medidi anaa mede biribi ka m’ano ansa na awia akɔtɔ a, Onyankopɔn ntua me ka na ɔmfa bi nka ho!”+ 36 Ɔman no nyinaa hunuiɛ, na wɔn ani gyee ho. Wei ne biribi foforɔ biara a ɔhene yɛeɛ no, ɔman no nyinaa ani gyee ho. 37 Enti saa da no, Dawid nkurɔfoɔ nyinaa ne Israel nyinaa huu sɛ ɛnyɛ ɔhene na ɔmaa wɔkum Ner ba Abner.+ 38 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Monnim sɛ ɛnnɛ okunini ne ɔkatakyie na wawu wɔ Israel yi?+ 39 Ɛnnɛ wɔasra me asi me hene,+ nanso menni tumi a mede bɛyɛ biribi atia Seruia mma yi;+ wɔn ani yɛ den dodo.+ Yehowa ntua ɔbɔnefoɔ ka sɛdeɛ ne bɔne teɛ.”+
4 Berɛ a Saul ba Is-Boset*+ tee sɛ Abner awu wɔ Hebron no,+ ehu kaa no,* na Israelfoɔ nyinaa nso yɛɛ basaa. 2 Ná Saul ba no wɔ asahene mmienu a wɔda asraafoɔ akuo bi a wɔto hyɛ nkurɔfoɔ so gye wɔn nneɛma ano. Baako din de Baanah, na baako nso din de Rekab; wɔyɛ Beerotni Rimon, Benyamin aseni no mma. (Berɛ bi, na wɔbu Beerot+ nso sɛ ɛka Benyamin asaase ho. 3 Beerotfoɔ no dwane kɔɔ Gitaim+ kɔyɛɛ ahɔhoɔ wɔ hɔ, na wɔatena hɔ abɛsi nnɛ.)
4 Ná Saul ba Yonatan+ wɔ babarima bi a ɔyɛ bubuafoɔ.*+ Berɛ a wɔde nkra firi Yesreel+ bɛkaa deɛ ato Saul ne Yonatan no, na wadi mfeɛ nnum, na ɔbaa a ɔhwɛ no no faa no sɛ ɔde no redwane. Berɛ a ɔbaa no de ahopopoɔ redwane no, abɔfra no hwee fam, na ɔbɛyɛɛ obubuafoɔ. Ne din de Mefiboset.+
5 Beerotni Rimon mma Rekab ne Baanah kɔɔ Is-Boset fie awia ketee; saa berɛ no, na wada regye n’ahome. 6 Berɛ a wɔrekɔ fie hɔ no, wɔyɛɛ wɔn ho sɛ mmarima a wɔrekɔfa hwiit, na wɔde adeɛ wɔɔ ne yam. Ɛnna Rekab ne ne nua Baanah+ dwanee a obiara anhu wɔn. 7 Berɛ a wɔkɔɔ fie hɔ no, na ɔda ne mpa so wɔ pia mu, na wɔde adeɛ wɔɔ no kuu no, na wɔtwaa ne ti. Wɔde ne ti no sii kwan so nantee anadwo no nyinaa kɔfaa Araba kwan so. 8 Na wɔde Is-Boset+ ti no kɔmaa Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Wo tamfo Saul+ a na ɔrepɛ wo aku wo* no+ ba Is-Boset ti nie. Ɛnnɛ, Yehowa atua Saul ne n’asefoɔ so ka ama me wura ɔhene.”
9 Nanso Dawid ka kyerɛɛ Beerotni Rimon mma no, Rekab ne ne nua Baanah sɛ: “Sɛ́ Yehowa a ɔgyee me* firii ahohia nyinaa mu+ no te ase yi, 10 berɛ a obi bɛka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ, Saul awu’+ a ɛyɛɛ no sɛ wabɛka asɛmpa no, mesɔɔ ne mu kum no+ wɔ Siklag. Ɛno ne akatua a ɔnya firii me hɔ! 11 Na sɛ nnipabɔnefoɔ kɔkum ɔteneneeni wɔ ɔno ara ne fie wɔ ne mpa so a, wɔn na mede wɔn ho bɛkyɛ wɔn anaa? Meremmisa ne mogya mfiri mo nsam+ na merenyi mo mfiri asaase so anaa?” 12 Ɛnna Dawid ka maa ne mmeranteɛ no kum wɔn.+ Wɔtwitwaa wɔn nsa ne wɔn nan, ɛnna wɔkɔsɛn wɔn+ wɔ Hebron tadeɛ no ho. Is-Boset ti no deɛ, wɔfa kɔsiee no Abner asieeɛ hɔ wɔ Hebron.
5 Akyire yi, Israel mmusuakuo nyinaa bɛhyiaa Dawid wɔ Hebron+ bɛkaa sɛ: “Hwɛ, yɛyɛ wo dompe ne wo honam.*+ 2 Ɛfiri tete a Saul di hene nyinaa, wo na na wodi Israel anim de wɔn kɔ ɛko;*+ ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo na wobɛdi Israel anim.’”+ 3 Enti Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene nkyɛn wɔ Hebron, na Ɔhene Dawid ne wɔn yɛɛ apam+ Yehowa anim wɔ Hebron. Ɛnna wɔsraa Dawid de no sii Israel so hene.+
4 Dawid bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 30, na ɔdii adeɛ mfeɛ 40.+ 5 Ɔdii Yuda so hene mfeɛ 7 ne abosome 6 wɔ Hebron, na ɔdii Yuda ne Israel nyinaa so hene mfeɛ 33 wɔ Yerusalem.+ 6 Ɛnna ɔhene ne ne mmarima kɔɔ Yerusalem sɛ wɔne Yebusifoɔ+ a wɔtete asaase no so no rekɔko, nanso wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Worentumi mma ha da! Anifirafoɔ ne mpakye na wɔbɛpamo wo.” Adwene a wɔnyaeɛ ne sɛ: ‘Dawid remma ha.’+ 7 Nanso, Dawid ko faa Sion abandenden a seesei wɔfrɛ hɔ Dawid Kuro no.+ 8 Ɛnna Dawid kaa saa da no sɛ: “Wɔn a wɔbɛto ahyɛ Yebusifoɔ so no, ma wɔmfa suka no mu nkɔkunkum ‘mpakye ne anifirafoɔ’ a Dawid kyiri wɔn* no!” Ɛno nti na wɔka sɛ: “Nifirani ne apakye remma fie hɔ da” no. 9 Afei Dawid kɔtenaa abandenden no mu, na wɔfrɛɛ hɔ* Dawid Kuro. Na Dawid firii aseɛ sisii adan wɔ Esie no*+ so ne mmeaeɛ foforɔ wɔ kuro no mu.+ 10 Enti Dawid kɔɔ so yɛɛ den,+ na asafo Nyankopɔn Yehowa dii n’akyi.+
11 Tiro hene Hiram+ tuu abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn, de sida nnua+ ne dua adwumfoɔ ne abantofoɔ kaa ho kɔeɛ, na wɔfirii aseɛ sii fie* maa Dawid.+ 12 Dawid bɛhuu sɛ Yehowa ama n’ahennie atim wɔ Israel so,+ na Onyankopɔn man Israel nti,+ wama n’ahennie so.+
13 Berɛ a Dawid firi Hebron baeɛ no, ɔsan faa mpenafoɔ,*+ na ɔwaree yerenom foforɔ wɔ Yerusalem, na Dawid san woo mma mmarima ne mma mmaa wɔ hɔ nso.+ 14 Ne mma a ɔwoo wɔn wɔ Yerusalem no din nie: Sammua, Sobab, Natan,+ Solomon,+ 15 Ibhar, Elisua, Nefeg, Yafia, 16 Elisama, Eliada, ne Elifelet.
17 Berɛ a Filistifoɔ no tee sɛ wɔasra Dawid asi no hene wɔ Israel so no,+ wɔn nyinaa baa sɛ wɔne Dawid rebɛko.+ Dawid teeɛ no, ɔkɔɔ abandenden no mu.+ 18 Ɛnna Filistifoɔ no baeɛ, na wɔbɛnantenantee Refaim Bɔn no mu.*+ 19 Dawid bisaa Yehowa sɛ:+ “Menkɔ Filistifoɔ no so anaa? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa?” Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Kɔ, na ɛkwan biara so mede Filistifoɔ no bɛhyɛ wo nsa.”+ 20 Enti Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na Dawid kɔkunkum wɔn wɔ hɔ. Ɛnna ɔkaa sɛ: “Yehowa adi m’anim abu afa m’atamfo so+ sɛdeɛ nsuo bu fa nneɛma so no.” Ɛno nti na ɔfrɛɛ hɔ Baal-Perasim*+ no. 21 Filistifoɔ no gyaa wɔn anyame hɔ kɔe, na Dawid ne ne mmarima no sesa kɔeɛ.
22 Akyire yi, Filistifoɔ no san bae, na wɔbɛnantenantee Refaim Bɔn no mu.*+ 23 Ɛnna Dawid bisaa Yehowa, nanso ɔkaa sɛ: “Nkɔhyia wɔn. Kɔ na kɔfiri wɔn akyi bra, na to hyɛ wɔn so wɔ baka* nnua no anim. 24 Ɛba sɛ wote nnyegyeeɛ a ɛte sɛ nnipadɔm nanteɛ wɔ baka nnua no so a, keka wo ho saa berɛ no, ɛfiri sɛ ɛno bɛkyerɛ sɛ Yehowa adi w’anim rekɔkunkum Filistifoɔ asraafoɔ no.” 25 Enti Dawid yɛɛ deɛ Yehowa kaeɛ no pɛpɛɛpɛ, na ɔkunkum Filistifoɔ no+ firi Geba*+ de kɔe ara kɔsii Geser.+
6 Dawid san boaboaa Israel mmarima a wɔnim ko paa no nyinaa ano; ná wɔyɛ 30,000. 2 Ɛnna Dawid ne mmarima a wɔka ne ho no nyinaa siim kɔɔ Baale-Yuda sɛ wɔrekɔfa nokorɛ Nyankopɔn a ɔte kerubim so*+ no Adaka no aba.+ Adaka no anim na nkurɔfoɔ bɔ asafo Yehowa din.+ 3 Nanso berɛ a wɔkɔfaa nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no firii Abinadab fie+ a ɛwɔ kokoɔ so no, teaseɛnam foforɔ bi so na wɔde siiɛ,+ na Abinadab mma Ussa ne Ahio na wɔdii teaseɛnam foforɔ no anim.
4 Enti wɔde nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no firii Abinadab fie a ɛwɔ kokoɔ so no sii kwan so kɔe, na Ahio dii Adaka no anim. 5 Dawid ne Israel fie nyinaa de nnwontoɔ nneɛma nyinaa bi a wɔde papao nnua ayɛ dii ahurisie kɛse wɔ Yehowa anim; ebi ne asankuo,+ asankuten, mpintin,+ nnawuro,*+ ne nnwontoɔ nneɛma foforɔ a wɔwoso. 6 Nanso berɛ a wɔduruu Nakon* ayuporobea hɔ no, Ussa tenee ne nsa sɔɔ nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no mu,+ ɛfiri sɛ anka anantwie no redane ahwe hɔ. 7 Ɛhɔ ara na Yehowa bo fuu Ussa, na nokorɛ Nyankopɔn no bɔɔ no hwee fam+ sɛ ɔyɛɛ aniammɔnho saa,+ na ɔwuu wɔ nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no ho. 8 Ɛnna Dawid bo fuu* sɛ Yehowa abufuo apae agu Ussa so. Wɔfrɛɛ hɔ Peres-Ussa,* na saa na wɔafrɛ hɔ de abɛsi nnɛ. 9 Ɛmaa Dawid suroo Yehowa+ saa da no, na ɔkaa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa adaka no aba me nkyɛn?”+ 10 Enti Dawid amfa Yehowa Adaka no amma ne nkyɛn wɔ Dawid Kuro+ mu. Mmom ɔmaa wɔde kɔɔ Gatni Obed-Edom fie.+
11 Yehowa Adaka no kaa Gatni Obed-Edom fie abosome mmiɛnsa, na Yehowa kɔɔ so hyiraa Obed-Edom ne ne fie nyinaa.+ 12 Wɔbɛbɔɔ Ɔhene Dawid amanneɛ sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no nti, Yehowa ahyira Obed-Edom fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa.” Ɛnna Dawid de ahurisie kɔfaa nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no firii Obed-Edom fie sɛ ɔde rekɔ Dawid Kuro mu.+ 13 Berɛ a wɔn a wɔso Yehowa Adaka no+ tuu anammɔn nsia no, ɔde nantwinini ne aboa a wadɔre sradeɛ bɔɔ afɔreɛ.
14 Saa berɛ no, na Dawid hyɛ nwera efɔd,* na na Dawid de n’ahoɔden nyinaa resa wɔ Yehowa anim.+ 15 Dawid ne Israel fie nyinaa bɔɔ ose+ na wɔhyɛn mmɛn+ de Yehowa Adaka no+ baeɛ. 16 Nanso berɛ a wɔde Yehowa Adaka no duruu Dawid Kuro mu no, Saul babaa Mikal+ hwɛɛ mpomma mu huu sɛ Ɔhene Dawid rehurihuri sa twa ne ho wɔ Yehowa anim, na ɔbuu ɔhene animtia wɔ n’akomam.+ 17 Enti wɔde Yehowa Adaka no baeɛ, na wɔde bɛsii ne siberɛ wɔ ntomadan a Dawid si maa no no mu.+ Ɛnna Dawid bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ ne asomdwoeɛ afɔreɛ+ wɔ Yehowa anim.+ 18 Berɛ a Dawid bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ no wieeɛ no, ɔde asafo Yehowa din hyiraa ɔman no. 19 Bio nso, ɔmaa ɔmanfoɔ no, Israel man mu no nyinaa, ɔbarima ne ɔbaa biara, paanoo a wɔabɔ no sɛ kawa baako ne nkyiresia* aba keeki ne bobe keeki, na ɛno akyi no, ɔmanfoɔ no nyinaa kɔɔ wɔn afie mu.
20 Berɛ a Dawid san kɔɔ sɛ ɔrekɔsrɛ nhyira ama ne fie no, Saul babaa Mikal+ pue bɛhyiaa Dawid, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Animuonyam bɛn ara na Israel hene ahyɛ ne ho nnɛ yi sɛ wapa ne ho wɔ n’asomfoɔ mfenaa anim sɛdeɛ mmarima ahuhufoɔ no bi pa ne ho nyinaa no!”+ 21 Ɛnna Dawid buaa Mikal sɛ: “Medii ahurisie wɔ Yehowa anim; ɔno na ɔpoo wo papa ne ne fie nyinaa bɛyii me de me yɛɛ Yehowa man Israel kannifoɔ.+ Enti mɛdi ahurisie bio wɔ Yehowa anim. 22 Mɛbrɛ me ho ase akyɛn saa koraa, na mabu me ho famfamni. Na mfenaa a wokaa wɔn ho asɛm no, wɔn anim na mɛnya animuonyam.” 23 Enti Saul babaa Mikal+ deɛ, wanwo ba kɔsii sɛ ɔwuiɛ.
7 Berɛ a ɔhene bɛtenaa ne fie,*+ na Yehowa maa ne ho dwoo no n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa nsam no, 2 ɔhene ka kyerɛɛ odiyifoɔ Natan+ sɛ: “Hwɛ, me deɛ, mete fie a wɔde sida nnua asi mu,+ nanso nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no si ntomadan mu.”+ 3 Ɛnna Natan ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Deɛ ɛda w’akoma so biara, kɔ na kɔyɛ, na Yehowa di w’akyi.”+
4 Saa anadwo no ara, Yehowa ka kyerɛɛ Natan sɛ: 5 “Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Wo na wobɛsi fie ama matena mu anaa?+ 6 Ɛfiri da a meyii Israelfoɔ firii Egypt baeɛ de bɛsi nnɛ, mentenaa fie mu da,+ ntomadan mu ara na matena; metu firi* ha a, na mekɔ ha.+ 7 Ɛfiri berɛ a me ne Israelfoɔ* nyinaa nanteeɛ yi, da bɛn na mebisaa Israel mmusuakuo mu mpanimfoɔ a meyii wɔn sɛ wɔnyɛn me man no mu baako mpo sɛ ‘Adɛn nti na momfaa sida dua nsii fie mmaa me?’”’ 8 Afei ka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Me na meyii wo firii mmoa adidibea sɛ gyae mmoa so hwɛ+ na bɛdi me man Israel anim.+ 9 Baabiara a wobɛkɔ nso mɛdi w’akyi,+ na mɛpra* w’atamfo nyinaa afiri w’anim,+ na mama woanya din kɛseɛ+ te sɛ asaase so atitire. 10 Mɛsiesie baabi ama me man Israel na mede wɔn akɔdua hɔ; ɛhɔ na wɔbɛtena, na biribiara renha wɔn adwene bio. Amumuyɛfoɔ biara renhyɛ wɔn so bio sɛ kane no,+ 11 te sɛ berɛ a mede atemmufoɔ sisii me man Israel so no.+ Mɛma wo ho adwo wo w’atamfo nyinaa nsam.+
“‘“Afei nso, Yehowa aka akyerɛ wo sɛ efie* na Yehowa bɛkyekyere ama wo.+ 12 Sɛ wo nkwa nna ba awieeɛ+ na wo ne w’agyanom kɔda a, w’akyi no mɛma w’aseni* bi so, wo ara wo ba,* na mɛma n’ahennie atim.+ 13 Ɔno na ɔbɛsi fie ama me din,+ na mɛma n’ahennwa atim afebɔɔ.+ 14 Mɛyɛ n’agya, na ɔno nso ayɛ me ba.+ Sɛ ɔyɛ bɔne nso a, mede nnipa poma ne adasamma* mmaa bɛtene no.+ 15 Merenyi me dɔ a ɛnni hwammɔ mfiri ne so sɛdeɛ meyi firii Saul so+ na metuu no adeɛ so wɔ w’anim no. 16 Wo fie ne w’ahennie bɛtim wɔ w’anim afebɔɔ, na w’ahennwa nso bɛtim afebɔɔ.”’”+
17 Natan kaa nsɛm yi ne anisoadehunu no nyinaa kyerɛɛ Dawid.+
18 Ɛnna Ɔhene Dawid bɛtenaa Yehowa anim, na ɔkaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa, me ne hwan? Na me fie yɛ deɛn a wode me abɛduru ha yi?+ 19 O Awurade Tumfoɔ Yehowa, wei nyinaa akyi, woasan aka deɛ daakye-daakye ɛbɛba w’akoa fie so; na wei ne akwankyerɛ* a wode ama adasamma nyinaa, O Awurade Tumfoɔ Yehowa. 20 Ɛdeɛn bio na w’akoa Dawid nka nkyerɛ wo, O Awurade Tumfoɔ Yehowa? Ɛfiri sɛ wonim me yie.+ 21 W’asɛm ne deɛ w’akoma pɛ* nti na woayɛ nneɛma akɛseɛ yi nyinaa, na woama w’akoa ahunu.+ 22 O Awurade Tumfoɔ Yehowa, ɛno kyerɛ sɛ woyɛ kɛseɛ ampa.+ Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo,+ na Onyame biara nni hɔ sɛ wo;+ deɛ yɛde yɛn aso ate afa wo ho nyinaa kyerɛ saa. 23 Na ɔman bɛn bio na ɛwɔ asaase so a ɛte sɛ wo man Israel?+ O Onyankopɔn, wogyee wɔn de wɔn yɛɛ wo man,+ na woyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ a ɛyɛ hu+ maa wɔn de gyee din.+ Wo man a wogyee wɔn firii Egypt no, wɔn nti wopamoo amanaman no ne wɔn anyame. 24 Wode wo nkurɔfoɔ Israel atim hɔ sɛ wɔnyɛ wo man afebɔɔ,+ na wo, Yehowa na woabɛyɛ wɔn Nyankopɔn.+
25 “Afei Yehowa Nyankopɔn, ma ɛbɔ a woahyɛ w’akoa ne ne fie no ntim afebɔɔ, na yɛ sɛdeɛ woaka no.+ 26 Ma wo din nyɛ kɛse daa,+ na nkurɔfoɔ nka sɛ, ‘Asafo Yehowa ne Onyankopɔn a ɔdi Israel so,’ na ma w’akoa Dawid ase ntim wɔ w’anim.+ 27 Asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn, wo na woayi no adi akyerɛ w’akoa sɛ, ‘Mɛkyekyere fie* ama wo.’+ Ɛno nti na w’akoa anya akokoɔduro* rebɔ wo saa mpaeɛ yi. 28 Na afei, Awurade Tumfoɔ Yehowa, wone nokorɛ Nyankopɔn no, wo nsɛm yɛ nokorɛ,+ na nneɛma pa yi nyinaa, wo na wode ahyɛ w’akoa bɔ. 29 Enti ma no nyɛ wo fɛ na hyira w’akoa fie na ɛntena w’anim daa,+ ɛfiri sɛ wo, Awurade Tumfoɔ Yehowa, wo na woahyɛ bɔ, na wo nhyira nti, ma nhyira mmra w’akoa fie so daa.”+
8 Akyire yi, Dawid dii Filistifoɔ no so nkonim+ brɛɛ wɔn ase,+ na Dawid gyee Meteg-Amma firii Filistifoɔ no nsam.
2 Ɔdii Moabfoɔ so nkonim,+ na ɔmaa wɔdedaa fam. Ɔde susuhoma susuu wɔn mu nkyɛmu mmienu sɛ wɔnkunkum wɔn, na ɔsusuu nkyɛmu baako sɛ wɔntena nkwa mu.+ Na Moabfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua toɔ ma no.+
3 Dawid dii Soba hene Hadadeser a ɔyɛ Rehob ba no so nkonim.+ Saa berɛ no, na Hadadeser resan akɔko agye Asubɔnten Eufrate ho nkuro no adi so tumi.+ 4 Dawid ko faa n’asraafoɔ 1,700 a wɔtete apɔnkɔ so ne n’asraafoɔ 20,000 a wɔnam fam. Ɛnna Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa srɛ akyi ntini maa no kaa apɔnkɔ no mu 100.+
5 Berɛ a Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko+ no baa sɛ wɔrebɛboa Soba hene Hadadeser no, Dawid kunkum Siriafoɔ mmarima 22,000.+ 6 Afei Dawid de asraafoɔdɔm kɔguu Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko no asaase so, na Siriafoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua toɔ ma no. Baabiara a Dawid kɔeɛ no, Yehowa maa no dii nkonim.*+ 7 Afei nso, Dawid gyee sika kɔkɔɔ akyɛm firii Hadadeser asomfoɔ hɔ, na ɔde baa Yerusalem.+ 8 Hadadeser nkuro Beta* ne Berota nso, Ɔhene Dawid faa kɔbere bebree firii hɔ kɔe.
9 Hamat+ hene Toi* tee sɛ Dawid adi Hadadeser asraafoɔdɔm no nyinaa so nkonim.+ 10 Enti Toi somaa ne ba Hadoram kɔɔ Ɔhene Dawid nkyɛn sɛ ɔnkɔbisa no sɛdeɛ ne ho teɛ, na ɔmma no amo sɛ ɔne Hadadeser ako adi ne so nkonim, na ɔde dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ne kɔbere nneɛma nyinaa bi kɔmaa no. (Deɛ ɛwom ne sɛ, na Hadadeser taa ne Toi di ako.) 11 Ɔhene Dawid hyiraa nneɛma yi nyinaa so maa Yehowa. Saa ara na dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɔgye firii amanaman a ɔdii wɔn so nkonim no nyinaa nkyɛn nso, ɔhyiraa so;+ 12 ɔnya firii Siria ne Moab,+ Ammonfoɔ, Filistifoɔ,+ ne Amalekfoɔ+ nsam, ne Soba hene Rehob ba Hadadeser+ hɔ. 13 Berɛ a Dawid kɔkunkum Edomfoɔ 18,000 wɔ Nkyene Bɔn no mu+ baeɛ no, ɛmaa no gyee din. 14 Ɔde asraafoɔdɔm kɔguu Edom; ɔde asraafoɔdɔm no kɔguu Edom baabiara, na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa.+ Baabiara a Dawid kɔeɛ no, Yehowa maa no dii nkonim.*+
15 Dawid kɔɔ so dii Israel nyinaa so hene;+ Dawid buu atɛn na ɔdii asɛntenenee+ maa ne man nyinaa.+ 16 Ná Seruia ba Yoab+ na ɔda asraafoɔ no ano, na Ahilud ba Yehosafat+ nso ne ɔhene krakye. 17 Ahitab ba Sadok+ ne Abiatar ba Ahimelek na na wɔyɛ asɔfoɔ, na na Seraia ne ɔtwerɛfoɔ. 18 Ná Yehoiada ba Benaia+ na ɔda Keretifoɔ ne Peletifoɔ+ no ano, na Dawid mma no nso yɛ ɔman asoafoɔ.*
9 Ɛnna Dawid bisaa sɛ: “Obi da so ara wɔ Saul fie a Yonatan nti mɛtumi ada ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ no anaa?”+ 2 Ná Saul fie akoa bi wɔ hɔ a ne din de Siba.+ Enti wɔkɔfrɛɛ no brɛɛ Dawid, na ɔhene bisaa no sɛ: “Wone Siba?” Na ɔkaa sɛ: “Aane, ɛyɛ w’akoa.” 3 Ɔhene bisaa no sɛ: “Obi aka wɔ Saul fie a mɛtumi ada Onyankopɔn dɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ no anaa?” Ɛnna Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Yonatan babarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ obubuafoɔ.”*+ 4 Ɔhene bisaa no sɛ: “Ɔwɔ he?” Ɛnna Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔwɔ Amiel ba Makir+ fie wɔ Lo-Debar.”
5 Ntɛm ara na Ɔhene Dawid soma maa wɔkɔfaa no firii Amiel ba Makir fie wɔ Lo-Debar baeɛ. 6 Berɛ a Saul ba Yonatan ba Mefiboset bɛduruu Dawid nkyɛn no, ɛhɔ ara na ɔkoto de n’anim butuu fam. Ɛnna Dawid kaa sɛ: “Mefiboset!” Na ɔgyee so sɛ: “W’akoa nie.” 7 Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro, na wo papa Yonatan nti mɛda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ wo.+ Mede wo nana Saul asaase nyinaa bɛma wo, na wobɛdidi* wɔ me pono so daa.”+
8 Ɛnna ɔbɔɔ ne mu ase kaa sɛ: “W’akoa ne hwan a woatwa w’ani abɛhwɛ kraman funu+ te sɛ me?” 9 Afei ɔhene frɛɛ Saul somfoɔ Siba, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Biribiara a ɛyɛ Saul ne ne fie nyinaa dea no, mede ama wo wura banana no.+ 10 Wo ne wo mma ne wo nkoa, monnɔ asaase no mma no, na fa ɛso nnɔbaeɛ ma wo wura banana fiefoɔ, na wɔnnya wɔn ano aduane. Nanso wo wura banana Mefiboset deɛ, ɔbɛdidi me pono so daa.”+
Ná Siba wɔ mma mmarima 15 ne nkoa 20.+ 11 Ɛnna Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Deɛ me wura ɔhene aka sɛ menyɛ no, w’akoa bɛyɛ ne nyinaa.” Enti Mefiboset didii Dawid* pono so te sɛ ahenemma no bi. 12 Ná Mefiboset wɔ ɔbabarima kumaa bi a ne din de Mika;+ afei nso wɔn a wɔte Siba fie nyinaa bɛyɛɛ Mefiboset nkoa. 13 Na Mefiboset tenaa Yerusalem, na ɔdidii ɔhene pono so daa.+ Ná ɔyɛ obubuafoɔ.+
10 Akyire yi, Ammonfoɔ+ hene wuiɛ, na ne ba Hanun bɛdii n’adeɛ.+ 2 Ɛnna Dawid kaa sɛ: “Mɛda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ Nahas ba Hanun sɛdeɛ ne papa daa ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛɛ me no.” Enti Dawid somaa ne nkoa sɛ wɔnkɔkyekye ne werɛ, ne papa wuo no ho. Nanso berɛ a Dawid nkoa no kɔɔ Ammonfoɔ asaase so no, 3 Ammon mpanimfoɔ bisaa wɔn wura Hanun sɛ: “Wogye di sɛ Dawid pɛ sɛ ɔdi wo papa ni nti na wasoma sɛ wɔmmɛkyekye wo werɛ yi? Wonnye nni sɛ Dawid repɛ kwan a ɔbɛfa so adi wo so nkonim nti na wasoma ne nkoa aba wo nkyɛn sɛ wɔmmɛsra asaase yi na wɔnhwɛ sɛdeɛ ɛteɛ?” 4 Enti Hanun kyee Dawid nkoa no yii wɔn abɔdwesɛ fã,+ na ɔtwitwaa wɔn ntaadeɛ so bɛsii wɔn to, na ɔmaa wɔkɔe. 5 Berɛ a nkurɔfoɔ kɔbɔɔ Dawid amanneɛ no, ɛhɔ ara na ɔsomaa mmarima kɔhyiaa wɔn ɛsiane animguaseɛ kɛseɛ a ato wɔn nti; na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montena Yeriko+ nkɔsi sɛ mo abɔdwesɛ bɛsan afu ansa na moasan aba.”
6 Akyire yi, Ammonfoɔ no huu sɛ wɔahyɛ Dawid abufuo.* Ɛno nti Ammonfoɔ no soma kɔbɔɔ paa maa Siriafoɔ a wɔwɔ Bet-Rehob+ ne Siriafoɔ a wɔwɔ Soba+ de asraafoɔ* 20,000 bae, na Maaka+ hene de mmarima 1,000 bae, ɛnna Istob* nso de mmarima 12,000 baeɛ.+ 7 Dawid teeɛ no, ɔmaa Yoab ne asraafoɔ no nyinaa ne mmarima a wɔnim ko paa no kɔhyiaa wɔn.+ 8 Na Ammon akofoɔ kɔboaa wɔn ho ano wɔ kurotia, na Siriafoɔ a wɔwɔ Soba ne Rehob ne Istob* ne Maaka no kɔgyinagyinaa petee mu.
9 Berɛ a Yoab huu sɛ dɔm a wɔreba ne so no bi wɔ n’anim ne n’akyi no, ɔyii Israel mmarima a wɔnim ko paa no bi, na wɔboaa wɔn ho ano kɔhyiaa Siriafoɔ no.+ 10 Ɔde dɔm a aka no hyɛɛ ne nua Abisai+ nsa sɛ ɔne wɔn nkɔ akono nkɔhyia Ammonfoɔ no.+ 11 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Sɛ Siriafoɔ no ahoɔden boro me so a, bra bɛgye me, na sɛ Ammonfoɔ ahoɔden boro wo so a, me nso mɛba abɛgye wo. 12 Ma yɛnyɛ den na yɛmfa akokoɔduro+ nko mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkuro, na Yehowa bɛyɛ deɛ ɛyɛ wɔ n’ani so.”+
13 Ɛnna Yoab ne ne dɔm no kɔɔ wɔn anim kɔhyiaa Siriafoɔ no wɔ ɛko no mu, na wɔdwane firii n’anim.+ 14 Berɛ a Ammonfoɔ no huu sɛ Siriafoɔ adwane no, wɔn nso dwane firii Abisai anim, na wɔsan kɔɔ kuro no mu. Akyire yi, Yoab gyaee Ammonfoɔ no akyiri die san baa Yerusalem.
15 Berɛ a Siriafoɔ no huu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israelfoɔ anim no, wɔsan kɔboaboaa wɔn ho ano.+ 16 Enti Hadadeser+ soma kɔfaa Siriafoɔ a wɔwɔ Asubɔnten no*+ ho baa Helam; Hadadeser sahene Sobak na ɔdii wɔn anim de wɔn baeɛ.
17 Dawid tee ho asɛm ara pɛ, ɔboaboaa Israel nyinaa ano kɔtwaa Yordan kɔɔ Helam. Ɛnna Siriafoɔ de akofoɔ kɔhyiaa Dawid, na wɔne no koe.+ 18 Nanso Siriafoɔ no dwane firii Israelfoɔ anim, na Dawid kunkum Siriafoɔ 700 a wɔtete nteaseɛnam mu ne mmarima 40,000 a wɔtete apɔnkɔ so, na wɔn sahene Sobak nso, ɔkum no.+ 19 Berɛ a ahemfo no nyinaa, kyerɛ sɛ, Hadadeser nkoa no huu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israel anim no, ɛhɔ ara na wɔne Israel yɛɛ asomdwoeɛ apam, na wɔbɛhyɛɛ wɔn ase,+ na Siriafoɔ suroo sɛ wɔbɛko agye Ammonfoɔ bio.
11 Afe no mfitiaseɛ* a ahemfo taa kɔ ɛko no, Dawid somaa Yoab ne ne nkoa ne Israel asraafoɔ nyinaa sɛ wɔnkɔkunkum Ammonfoɔ, na wɔkɔtwaa Raba ho hyiaeɛ.+ Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem.+
2 Da koro anwummerɛ,* Dawid sɔre firii ne mpa so na ɔkɔnantenantee ahemfie* no atifi. Berɛ a ɔwɔ dan no atifi no, ɔhuu sɛ ɔbaa bi redware, na na ɔbaa no ho yɛ fɛ yie. 3 Dawid somaa obi sɛ ɔnkɔbisa ɔbaa no ase, na ɔbɛkaa sɛ: “Ɔyɛ Eliam*+ ba Bat-Seba,+ na ɔware Hitini+ Uria.”+ 4 Ɛnna Dawid somaa nkurɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa no mmra.+ Enti ɔbaa no baa ne nkyɛn, na ɔne no daeɛ.+ (Saa berɛ no, na ɔbaa no ho nte,* enti na ɔredwira ne ho.)+ Ɛno akyi no, ɔsan kɔɔ ne fie.
5 Ɔbaa no nyinsɛnee, na ɔde nkra kɔmaa Dawid sɛ: “Manyinsɛn.” 6 Ɛbaa saa no, Dawid soma kɔɔ Yoab hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma Hitini Uria mmra me nkyɛn.” Enti Yoab maa Uria kɔɔ Dawid nkyɛn. 7 Berɛ a Uria duruu Dawid nkyɛn no, ɔbisaa no sɛdeɛ Yoab ne dɔm no ho teɛ, ne sɛdeɛ ɛko no rekɔ. 8 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: “Kɔ wo fie na kɔhome.”* Berɛ a Uria firii ahemfie hɔ kɔe no, wɔde ɔhene akyɛdeɛ* toaa no. 9 Nanso Uria ankɔ ne fie; ɔne ne wura nkoa a aka no nyinaa kɔdaa ahemfie pono ano. 10 Enti wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Uria ankɔ ne fie.” Ɛnna Dawid bisaa Uria sɛ: “Ɛnyɛ akwantuo mu na wofiri baeɛ? Adɛn nti na woankɔ wo fie?” 11 Uria ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Apata ase na Adaka no+ ne Israelfoɔ ne Yudafoɔ wɔ, na me wura Yoab ne me wura nkoa akɔsoɛ wuram. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ me fie kɔdidi nom, na me ne me yere da?+ Sɛ́ wote ase na nkwa* wɔ wo mu yi, merenyɛ saa!”
12 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: “Tena ha nnɛ nso, na ɔkyena mɛgya wo kwan ama woakɔ.” Enti Uria tenaa Yerusalem saa da no ne n’adekyeeɛ. 13 Afei Dawid soma kɔfrɛɛ no maa no bɛdidi nom wɔ n’anim, na ɔmaa no boeɛ. Nanso anwummerɛ no, wankɔ ne fie. Ɔfirii hɔ ne ne wura nkoa kɔdaeɛ. 14 Adeɛ kyee anɔpa no, Dawid twerɛɛ krataa de hyɛɛ Uria nsam sɛ ɔmfa nkɔma Yoab. 15 Ɔtwerɛɛ no krataa no mu sɛ: “Momma Uria nkɔgyina faako a ɛko no mu yɛ den paa, na montwe mo ho mfiri n’akyi, na wɔnku no.”+
16 Saa berɛ no, na Yoab ne n’asraafoɔ atwa kuro no ho ahyia, na ɔmaa Uria kɔgyinaa faako a ɔnim sɛ atamfo no ho yɛ den paa no. 17 Berɛ a kuro no mu mmarima firii adi ne Yoab bɛkoeɛ no, Dawid nkoa no bi wuwuiɛ, na Hitini Uria nso wuiɛ.+ 18 Ɛnna Yoab kɔkaa ɛko no mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ Dawid. 19 Ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔsomaa no no sɛ: “Sɛ woka ɛko no mu nsɛm nyinaa kyerɛ ɔhene wie a, 20 ebia ɔhene bo bɛfu na wabisa wo sɛ, ‘Adɛn nti na mobɛn kuro no saa kɔkoeɛ? Ná monnim sɛ wɔbɛgyina ɔfasuo no so atoto agyan awowɔ mo anaa? 21 Hwan na ɔkum Yerubeset+ ba Abimelek?+ Ɛnyɛ ɔbaa na ɔtoo boɔ a wɔde yam adeɛ firii ɔfasuo no so bɔɔ no kum no wɔ Tebes? Adɛn nti na mobɛn ɔfasuo no saa?’ Ɛba saa a, ka sɛ, ‘W’akoa Uria, Hitini no nso awu.’”
22 Enti ɔbɔfoɔ no kɔkaa asɛm a Yoab de asoma no no nyinaa kyerɛɛ Dawid. 23 Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ná mmarima no ho yɛ den sene yɛn. Wɔpue baa yɛn so wɔ wuram hɔ, na yɛn nso yɛde guu wɔn so kɔduruu kuro no pono ano. 24 Wɔn a wɔwɔ ɔfasuo no so no totoo agyan baa wo nkoa so, na ɔhene nkoa no bi wuwuiɛ; w’akoa Uria a ɔyɛ Hitini no nso wuiɛ.”+ 25 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no sɛ: “Kɔka kyerɛ Yoab sɛ, ‘Mma asɛm yi nnha wo, na sekan twa benkum twa nifa. Mia ɛko no mu, na di kuro no so nkonim.’+ Wokɔ a, hyɛ no den.”
26 Berɛ a Uria yere tee sɛ ne kunu Uria awu no, ɔsuu no. 27 Ɔgyam* ne kunu wieeɛ no, ntɛm ara na Dawid soma kɔfaa no baa ne fie, na ɔbɛyɛɛ ne yere.+ Na ɔwoo ɔbabarima maa no. Nanso adeɛ a Dawid yɛeɛ no, Yehowa ani annye ho koraa.+
12 Enti Yehowa somaa Natan+ kɔɔ Dawid nkyɛn+ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mmarima mmienu tenaa kuro bi mu, baako yɛ osikani, na baako yɛ ohiani. 2 Ná sikani no wɔ nnwan ne anantwie bebree;+ 3 ohiani no deɛ, na ɔnni hwee sɛ odwan* ketewa baako a ɔtɔɔ no.+ Ɔyɛn no, na ɔne ohiani no mma mmarima boom nyinii. Aduane kakra a ohiani no wɔ no, ɔne no na ɛdiiɛ, na ɔnom ne kuruwa ano. Ɔdaa ne kokom, na ɔyɛɛ no sɛ ne babaa. 4 Akyire yi, sikani no nyaa ɔhɔhoɔ, nanso wamfa ne nnwan ne n’anantwie no bi ansom kwantuni a wabɛsra no no hɔhoɔ, na mmom ɔkɔfaa ohiani no dwan no kum no maa ɔbarima a ɔbaa ne nkyɛn no.”+
5 Ɛnna Dawid bo fuu ɔbarima no dendeenden, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi,+ ɔbarima a ɔyɛɛ saa no fata owuo! 6 Ɛsiane sɛ wayɛ saa adeɛ yi na wannya ahummɔborɔ nti, ɔde nnwan nnan bɛhyɛ ananmu.”+
7 Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wone ɔbarima no! Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Me na mesraa wo de wo sii Israel so hene,+ na me na megyee wo firii Saul nsam.+ 8 Mede wo wura fie maa wo,+ na mede wo wura yerenom+ nso guu wo kokom, na mede Israel ne Yuda fie maa wo.+ Ɛno da nkyɛn a, na mepɛ sɛ meyɛ nneɛma bebree nso ma wo.+ 9 Adɛn nti na woabu Yehowa asɛm animtia ayɛ n’ani so bɔne yi? Wode sekan akum Hitini Uria,+ na woafa ne yere aware no;+ Ammonfoɔ sekan na wode kum no.+ 10 Ɛsiane sɛ woabu me animtia na woafa Hitini Uria yere aware no nti, sekan rempa wo fie da.’+ 11 Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mɛma mmusuo aba wo so, na wo fie na ɛbɛfiri aba.+ Mede wo yerenom bɛma wo yɔnko barima,+ na wode w’ani bɛhu; ɔne wo yerenom bɛdeda awia ketee.+ 12 Esum mu na woyɛɛ wo deɛ,+ na me deɛ, mɛyɛ no awia ketee ama Israel nyinaa ahu.’”
13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ: “Mayɛ Yehowa bɔne.”+ Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yehowa nso de wo bɔne akyɛ wo.+ Worenwu.+ 14 Nanso ɛsiane sɛ woayɛ wei de abu Yehowa animtia nti, wo ba a wɔawo no foforɔ no, deɛ ɛbɛyɛ biara ɔbɛwu.”
15 Ɛnna Natan siim kɔɔ ne fie.
Na Yehowa maa abɔfra a Dawid ne Uria yere woo no no yareeɛ. 16 Dawid bɔɔ nokorɛ Nyankopɔn no mpaeɛ srɛ maa abɔfra no, na Dawid yɛɛ akɔnkyene,* na ɛduru anadwo a na wakɔ dan mu akɔda fam.+ 17 Enti ne fie mpanimfoɔ kɔgyinaa ne nkyɛn sɛ wɔrema ne so afiri fam, nanso wampene, na ɔne wɔn annidi nso. 18 Da a ɛtɔ so nson no, abɔfra no wui, nanso na Dawid nkoa no suro sɛ wɔbɛka akyerɛ no sɛ abɔfra no awu. Wɔkaa sɛ: “Berɛ a abɔfra no te ase a yɛne no kasaeɛ no, wantie yɛn. Enti yɛbɛyɛ dɛn aka akyerɛ no sɛ, ‘Abɔfra no awu’? Anhwɛ a deɛ ɔbɛyɛ nyɛ koraa.”
19 Berɛ a Dawid huu sɛ ne nkoa no reyɛ huhuhuhu no, Dawid huu sɛ abɔfra no awu. Enti Dawid bisaa ne nkoa no sɛ: “Abɔfra no awu anaa?” Na wɔbuaa sɛ: “Wawu.” 20 Afei Dawid sɔre firii fam, na ɔdware de ngo sraeɛ,+ ɛnna ɔsesãã n’ataadeɛ kɔɔ Yehowa fie+ hɔ kɔsomeeɛ. Ɛno akyi no, ɔbaa ne fie,* na ɔmaa wɔde aduane bɛsii n’anim, na ɔdiiɛ. 21 Ne nkoa no bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Abɔfra no te ase no, woyɛɛ akɔnkyene na wosuiɛ. Nanso abɔfra no wuiɛ ara pɛ, woasɔre adidi.” 22 Na ɔkaa sɛ: “Abɔfra no te ase no, meyɛɛ akɔnkyene,+ na mesuiɛ ɛfiri sɛ mekaa sɛ, ‘Hwan na ɔnim sɛ ebia Yehowa bɛdom me ama abɔfra no anya nkwa?’+ 23 Seesei a wawu yi, mereyɛ akɔnkyene ayɛ dɛn? Mɛtumi de no aba nkwa mu bio anaa?+ Mɛwu akɔka ne ho,+ na ɔno deɛ, ɔrensan mma me nkyɛn.”+
24 Na Dawid kyekyee ne yere Bat-Seba+ werɛ. Afei ɔkɔɔ ne nkyɛn ne no kɔdaeɛ, na ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo ne din Solomon,*+ na na Yehowa dɔ no.+ 25 Na ɔsomaa odiyifoɔ Natan+ maa no kɔtoo ne din Yedidia,* ɛfiri sɛ na Yehowa dɔ no.
26 Yoab ne Ammonfoɔ+ a wɔwɔ Raba+ no koe, na ɔgyee ahenkuro no.+ 27 Ɛnna Yoab somaa abɔfoɔ baa Dawid nkyɛn bɛkaa sɛ: “Me ne Raba ako,+ na magye nsuo kuro no.* 28 Enti afei boaboa asraafoɔ a aka no ano bɛtwa kuro no ho hyia na di so nkonim. Anyɛ saa na sɛ medi kuro no so nkonim a, me na mɛnya ɛho animuonyam no.”*
29 Enti Dawid boaboaa asraafoɔ no nyinaa ano ne Raba kɔkoeɛ na ɔdii so nkonim. 30 Ɛnna ɔyii Malkam abotire firii ne ti; ná emu duro yɛ sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ* baako, na na aboɔden aboɔ nso hyehyɛ mu, na wɔde hyɛɛ Dawid ti. Ɔsesaa nneɛma pii+ nso firii kuro no mu.+ 31 Ɔde emu nnipa nso bae, na ɔmaa wɔpaee aboɔ, na wɔde nnadeɛ a ano yɛ nnam ne akuma yɛɛ adwuma, na wɔyɛɛ birikisi nso. Saa na ɔyɛɛ Ammonfoɔ nkuro nyinaa. Afei Dawid ne asraafoɔdɔm no nyinaa san baa Yerusalem.
13 Ná Dawid ba Absalom wɔ nuabaa hoɔfɛfoɔ bi a wɔfrɛ no Tamar,+ na na Dawid ba Amnon+ pɛ no. 2 Ná Amnon pɛ ne nuabaa Tamar ara maa no bɔɔ no yareɛ. Ná ɔyɛ ɔbaabunu, enti na ɛyɛ den ma Amnon sɛ ɔbɛnya no ayɛ no biribi. 3 Ná Amnon wɔ adamfoɔ bi a ne din de Yehonadab+ a ɔyɛ Dawid nua Simea+ ba; ná Yehonadab ani ate paa. 4 Enti ɔbisaa no sɛ: “Adɛn nti na ɔhene ba paa, anɔpa biara na woaboto saa? Ka kyerɛ me ɛ? Ɛnna Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: “Mepɛ Tamar, me nua Absalom nuabaa+ no.” 5 Yehonadab ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔda wo mpa so na patu yare. Sɛ wo papa bɛhwɛ wo a, ka kyerɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma me nuabaa Tamar mmra na ɔmmɛma me aduane. Sɛ ɔyɛ ayarefoɔ aduane* na ɔde bɛsi m’anim a, mɛdi.’”
6 Enti Amnon kɔdaa hɔ yɛɛ ne ho sɛdeɛ ɔyare, na ɔhene bɛhwɛɛ no. Afei Amnon ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Mesrɛ wo, ma me nuabaa Tamar mmra me nkyɛn mmɛyɛ keeki* mmienu na ɔmfa nsi m’anim mma menni.” 7 Ɛnna Dawid de nkra kɔmaa Tamar wɔ fie sɛ: “Mesrɛ wo, kɔ wo nua Amnon fie na kɔyɛ aduane* ma no.” 8 Enti Tamar kɔɔ ne nua Amnon fie kɔtoo sɛ ɔda hɔ. Ɔfaa esiam a wɔafete de yɛɛ keeki wɔ n’anim. 9 Ɔwieeɛ no, ɔyiyii keeki no firii kyɛnsee no mu de bɛsii n’anim, nanso Amnon anni, na ɔkaa sɛ: “Obiara mfiri me nkyɛn mpue!” Ɛnna obiara firii ne nkyɛn pueeɛ.
10 Afei Amnon ka kyerɛɛ Tamar sɛ: “Fa aduane* no bra pia mu bɛsi m’anim na menni.” Enti Tamar de keeki a wayɛ no kɔmaa ne nua Amnon wɔ pia mu. 11 Berɛ a ɔkɔɔ ne nkyɛn sɛ ɔde aduane no rekɔma no no, ɛhɔ ara na ɔyeree no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me nuabaa, bra na me ne wo nna.” 12 Ɛnna ɔno nso kaa sɛ: “Daabi me nua! Mmrɛ me ase; ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ Israel.+ Nyɛ aniwudeɛ saa.+ 13 Ɛhe na anka mede m’animguaseɛ bɛfa? Ɛba saa a, wɔbɛbu wo sɛ Israel mmarima a wɔnni adwene no bi. Enti mesrɛ wo, wo ne ɔhene nkasa, na ɔremfa me nkame wo.” 14 Nanso wammua no, na ɔde n’ahoɔden bunkam ne so too no mmonnaa brɛɛ no ase. 15 Ɛno akyi no, Amnon bɛnyaa ɔtan kɛseɛ maa no, na ɔtan a ɔtan no no yɛɛ kɛseɛ sene ɔdɔ a na ɔdɔ no no. Enti Amnon ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre firi ha kɔ!” 16 Ɛnna ne nuabaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Daabi me nua; pamo a worepamo me seesei no yɛ bɔne sene deɛ wode ayɛ me no!” Nanso wantie.
17 Ɛnna ɔfrɛɛ ne somfoɔ kumaa ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, pamo onipa yi firi m’ani so, na to pono no mu.” 18 (Saa berɛ no, na ɔhyɛ ataadeɛ soronko bi;* saa ataadeɛ no na na ɔhene mma mmaa a wɔyɛ mmaabunu no hyɛ.) Enti ɔsomfoɔ no maa ababaawa no pueeɛ, na ɔtoo pono no mu. 19 Ɛnna Tamar de nsõ guu ne tiri so,+ na ɔsuan n’ataadeɛ fɛfɛɛfɛ no mu; afei ɔrekɔ nyinaa na ne nsa gu ne ti a ɔresu.
20 Ɛnna ne nua Absalom+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nua Amnon nkyɛn na na wowɔ anaa? Me nuabaa, wo deɛ, yɛ komm. Ɔyɛ wo nua.+ Mfa w’akoma nkɔ asɛm no so.” Enti Tamar tenaa ne nua Absalom fie, na wamma nnipa mu. 21 Berɛ a Ɔhene Dawid tee nsɛm yi nyinaa no, ne bo fuu paa.+ Nanso na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ biribi a ɛbɛha ne ba Amnon, ɛfiri sɛ na ɔdɔ no, na na ɔyɛ n’abakan. 22 Absalom nyaa ɔtan+ maa Amnon sɛ wabrɛ ne nuabaa Tamar ase, nanso Absalom yɛɛ komm; wanka asɛmmɔne anaa asɛmpa bi ankyerɛ Amnon.+
23 Mfeɛ mmienu akyi no, wɔn a wɔtwitwa Absalom nnwan ho nwi no kɔɔ Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim,+ na Absalom frɛɛ ahenemma no nyinaa sɛ wɔmmra mmɛhyiam.+ 24 Afei Absalom kɔɔ ɔhene anim, na ɔkaa sɛ: “Hwɛ, w’akoa ama nkurɔfoɔ retwitwa ne nnwan ho nwi. Mesrɛ wo, ma ɔhene ne ne nkoa mmɛka w’akoa ho.” 25 Nanso ɔhene ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Daabi, me ba! Mesrɛ wo, mma yɛn nyinaa nnkɔ na yɛanyɛ adesoa amma wo.” Ɔsrɛɛ no ara, nanso wampene ne no ankɔ. Na mmom ɔhyiraa no. 26 Ɛnna Absalom kaa sɛ: “Sɛ worentumi nkɔ a, mesrɛ wo, ma me nua Amnon ne yɛn nkɔ.”+ Na ɔhene bisaa no sɛ: “Adɛn nti na wopɛ sɛ ɔne wo kɔ?” 27 Nanso Absalom kae ara maa afei ɔmaa Amnon ne ɔhene mma mmarima no nyinaa ne no kɔeɛ.
28 Afei Absalom ka kyerɛɛ n’asomfoɔ no sɛ: “Momfa mo ani nto fam. Sɛ Amnon nom nsã ma n’akoma ani gye a, mɛka akyerɛ mo sɛ, ‘Monku Amnon!’ Meka saa a, monku no. Monnsuro. Ɛnyɛ me na mekyerɛ mo deɛ monyɛ anaa? Monyɛ den na monnya akokoɔduro.” 29 Enti deɛ Absalom ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ wɔmfa nyɛ Amnon no, saa ara na wɔde yɛɛ no. Ɛnna ɔhene mma mmarima a aka no nyinaa sɔresɔreeɛ, na obiara tenaa n’afunumupɔnkɔ so dwaneeɛ. 30 Berɛ a wɔnam kwan so rekɔ no, nkurɔfoɔ kɔbɔɔ Dawid amanneɛ sɛ: “Absalom akunkum ɔhene mma mmarima no nyinaa na wɔn mu baako mpo anka.” 31 Ɛnna ɔhene sɔreeɛ, na ɔsuan n’ataadeɛ mu de ne ho too fam; ná ne nkoa nyinaa nso gyinagyina hɔ a wɔasunsuan wɔn ntaadeɛ mu.
32 Nanso Dawid nua Simea+ ba Yehonadab+ kaa sɛ: “Mma me wura nnnwene sɛ ɔhene mma mmeranteɛ no nyinaa na wɔakunkum wɔn. Amnon nko ara na awuo.+ Absalom na ɔkaa sɛ wɔnku no, na ɛfiri da a Amnon brɛɛ ne nuabaa+ Tamar ase+ no na ɔbɔɔ no too hɔ.+ 33 Enti asɛm a nkurɔfoɔ rekeka sɛ, ‘Ɔhene mma mmarima no nyinaa awuwu’ no, mma me wura ɔhene mmfa nnyɛ asɛm.* Amnon nko ara na awuo.”
34 Saa berɛ no, na Absalom deɛ, wadwane.+ Akyire yi, ɔwɛmfoɔ no maa n’ani so hwɛɛ kwan a ɛda n’akyi no so, na ɔhuu sɛ nnipa bebree firi bepɔ so kwan no so reba. 35 Ɛnna Yehonadab+ ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Hwɛ, ahenemma no na wɔaba no. Sɛdeɛ w’akoa kaeɛ no, saa ara na ɛteɛ.” 36 N’ano sii ara pɛ na ahenemma no bɛduruu hɔ, na na wɔresu dendeenden. Ɔhene ne ne nkoa nyinaa nso suu paa. 37 Absalom deɛ, ɔdwane kɔɔ Gesur hene Amihud ba Talmai+ nkyɛn. Na Dawid suu ne ba no nna pii. 38 Berɛ a Absalom dwane kɔɔ Gesur+ no, ɔtenaa hɔ mfeɛ mmiɛnsa.
39 Afei deɛ, na Ɔhene Dawid ani agyina Absalom, ɛfiri sɛ na waka n’akoma ato ne yam* wɔ Amnon wuo no ho.
14 Seruia ba Yoab+ huu sɛ ɔhene ani agyina Absalom.+ 2 Enti Yoab soma kɔɔ Tekoa+ kɔfaa ɔbaa nyansafoɔ bi firii hɔ baeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, kɔfira awerɛhoɔ ntoma* na yɛ wo ho sɛ obi a ɔredi awerɛhoɔ; mfa ngo nsra,+ na yɛ wo ho sɛ ɔbaa a ɔde nna pii adi obi a wawuo ho awerɛhoɔ. 3 Afei kɔ ɔhene anim kɔka nsɛm yi kyerɛ no.” Ɛnna Yoab de nsɛm no hyɛɛ n’ano.*
4 Tekoani baa no kɔɔ ɔhene anim kɔkoto de n’anim butuu fam, na ɔkaa sɛ: “O ɔhene, boa me!” 5 Ɛnna ɔhene bisaa no sɛ: “Ɛyɛ dɛn asɛm?” Na ɔbaa no kaa sɛ: “Me kunu awu ama mayɛ okunafoɔ. 6 Ná w’afenaa wɔ mma mmarima mmienu, na wɔn mmienu no koo wɔ afuo mu. Ná obiara nni hɔ a ɔbɛpata wɔn, enti ɔbaako kum ne nua no. 7 Seesei abusuafoɔ no nyinaa asɔre aba w’afenaa so, na deɛ wɔreka ne sɛ, ‘Fa deɛ ɔkum ne nua no ma yɛn na ne nua a wakum no no nkwa* nti, yɛnkum ɔno nso.+ Sɛ ɛbɛma deɛ ɔdi adeɛ no din ayera mpo a, yɛbɛyɛ!’ Ogyasramma a aka ama me* no, wɔpɛ sɛ wɔdum no de pepa me kunu din ne n’aseni* firi asaase so.”
8 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Kɔ wo fie, na mɛka ama wɔadi w’asɛm no ho dwuma.” 9 Afei Tekoani baa no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “O me wura ɔhene, ma me ne me papa fie mmom nsoa bɔne no, na ɔhene ne n’ahennwa nni bem.” 10 Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Obiara kɔfa ɛho asɛm ba bio a, fa no bra m’anim, na ɔrenteetee wo bio.” 11 Nanso ɔbaa no kaa sɛ: “Ɔhene, mesrɛ wo, kae Yehowa wo Nyankopɔn, anyɛ saa a deɛ me ba no ayɛ nti, deɛ ɔwɔ hokwan sɛ ɔkum no tua ka* no+ bɛyi no afiri hɔ.” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi,+ wo ba no tiri nwi baako mpo rentɔ fam.” 12 Afei ɔbaa no kaa sɛ: “Mesrɛ wo, ma w’afenaa nka asɛm bi nkyerɛ me wura ɔhene.” Na ɔkaa sɛ: “Kasa!”
13 Ɔbaa no kaa sɛ: “Adɛn nti na woanya adwene sɛ wobɛyɛ biribi saa atia Onyankopɔn nkurɔfoɔ?+ Ɔhene asɛm a waka no kyerɛ sɛ ɔno ara abu ne ho fɔ, ɛfiri sɛ ɔhene mmaa ɔno ara ne ba a wɔatwa no asu no nsan mmaeɛ.+ 14 Owuo deɛ, yɛbɛwu, na yɛbɛyɛ sɛ nsuo a wɔahwie agu fam a wɔntumi nsesa bio. Nanso Onyankopɔn rennye obi nkwa* mfiri ne nsam, na mmom ɔhwehwɛ kwan a ɔbɛfa so de obi a wɔatwa no asu asan aba ne nkyɛn. 15 Deɛ enti a mebɛkaa asɛm yi kyerɛɛ me wura ɔhene ne sɛ, nkurɔfoɔ no maa ehu kaa me. Enti w’afenaa kaa sɛ, ‘Ma me ne ɔhene nkɔkasa ɛ. Ebia ɔhene bɛyɛ n’afenaa abisadeɛ no. 16 Ebia ɔhene bɛtie n’afenaa, na onipa a ɔrepɛ me atu me ne me ba koro pɛ no afiri agyapadeɛ a Onyankopɔn de ama yɛn so no, ɔbɛgye me afiri ne nsam.’+ 17 Enti w’afenaa kaa sɛ, ‘Ma me wura ɔhene anom asɛm mma me ahotɔ.’ Ɛfiri sɛ me wura ɔhene te sɛ nokorɛ Nyankopɔn no bɔfoɔ; ɔtumi hunu papa ne bɔne. Yehowa, wo Nyankopɔn nni w’akyi.”
18 Ɛnna ɔhene buaa ɔbaa no sɛ: “Mesrɛ wo, deɛ merebɛbisa wo yi, mfa biribiara nsie me.” Na ɔbaa no kaa sɛ: “Mesrɛ wo, ma me wura ɔhene nkasa.” 19 Afei ɔhene bisaa sɛ: “Yoab na ɔhyɛ wei nyinaa akyi anaa?”+ Ɛnna ɔbaa no buaa sɛ: “O me wura ɔhene, sɛ́ wote ase* yi, deɛ me wura ɔhene aka no yɛ nokorɛ.* W’akoa Yoab na ɔkyerɛɛ me deɛ menyɛ, na ɔno na ɔde nsɛm yi nyinaa hyɛɛ w’afenaa ano. 20 W’akoa Yoab yɛɛ saa na ama woanya adwene foforɔ wɔ asɛm yi ho, nanso me wura nim nyansa te sɛ nokorɛ Nyankopɔn no bɔfoɔ, na ɔnim deɛ ɛrekɔ so wɔ asaase yi so baabiara.”
21 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Yoo, mɛdi asɛm no ho dwuma.+ San kɔfa aberanteɛ Absalom bra.”+ 22 Na Yoab koto de n’anim butuu fam, na ɔyii ɔhene ayɛ. Afei Yoab kaa sɛ: “O me wura ɔhene, ɛnnɛ na w’akoa ahu sɛ manya w’anim adom, ɛfiri sɛ ɔhene ayɛ n’akoa abisadeɛ ama no.” 23 Afei Yoab sɔre kɔɔ Gesur+ kɔfaa Absalom baa Yerusalem. 24 Nanso ɔhene kaa sɛ: “Ma no nkɔ ɔno ara ne fie, mma no mma m’anim.” Enti Absalom kɔɔ ne fie, na wamma ɔhene anim.
25 Israel nyinaa, na ɔbarima biara nni hɔ a n’ahoɔfɛ nti wɔkamfo no te sɛ Absalom. Ɛfiri ne nan ase kɔsi n’apampam, na dɛm biara nni ne ho. 26 Afe biara kɔ n’awieeɛ a, na ɔyi ne tiri nwi, ɛfiri sɛ na emu yɛ no duru dodo. Sɛ ɔyi ne tiri nwi na ɔkari a, na emu duro yɛ nnwetɛbena 200,* sɛdeɛ na wɔbu nkariboɔ ano wɔ ahemfie no.* 27 Absalom woo mma mmarima mmiɛnsa+ ne ɔbabaa baako a wɔfrɛ no Tamar. Ná ɔyɛ ɔbaa a ne ho yɛ fɛ yie.
28 Absalom tenaa Yerusalem mfeɛ mmienu, nanso wanhu ɔhene anim.+ 29 Ɛnna Absalom too Yoab nkra sɛ ɔmmra na ɔnsoma no ɔhene nkyɛn, nanso Yoab amma. Ɔfrɛɛ no ne mprenu so, na ɛno nso wamma. 30 Afei ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Yoab asaase na ɛda me deɛ ho yi, na ɔwɔ baali* wɔ so. Momfa gya nkɔto mu.” Enti Absalom nkoa de gya kɔtoo afuo no mu. 31 Ɛnna Yoab sɔre kɔɔ Absalom fie, na ɔbisaa no sɛ: “Adɛn nti na wo nkoa de gya akɔto m’afuo no mu?” 32 Absalom ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Hwɛ! metoo wo nkra sɛ, ‘Bra na mensoma wo ɔhene nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ: “Adɛn nti na mefiri Gesur aba ha?+ Metenaa hɔ koraa a anka ɛyɛ. Enti afei ma menkɔ ɔhene anim, na sɛ bɔne na mayɛ a, ma no nku me.”’”
33 Enti Yoab kɔɔ ɔhene anim kɔka kyerɛɛ no. Ɛnna ɔfrɛɛ Absalom, na ɔbaa ɔhene anim bɛkoto de n’anim butuu fam wɔ ɔhene anim. Ɛnna ɔhene fee Absalom ano.+
15 Nsɛm yi akyi no, Absalom maa wɔyɛɛ teaseɛnam maa no, na ɔnyaa apɔnkɔ ne mmarima 50 a wɔtu mmirika di n’anim.+ 2 Ná Absalom taa sɔre anɔpatutuutu kɔgyina kwankyɛn wɔ baabi a wɔfa kɔ kuro no pono ano no.+ Sɛ ɔbarima biara de n’asɛm reba ɔhene anim ama no abu atɛn a,+ Absalom frɛ no bisa no sɛ: “Wofiri kuro bɛn so?” na ɔno nso aka sɛ: “W’akoa firi Israel mmusuakuo no baako mu.” 3 Ɛba saa a, na Absalom aka akyerɛ no sɛ: “Hwɛ, w’asɛm yɛ dɛ na wodi bem, nanso obiara nni ɔhene nkyɛn a ɔbɛtie w’asɛm ama wo.” 4 Ná Absalom taa ka sɛ: “Sɛ me na wɔayi me ɔtemmufoɔ wɔ asaase no so a, anka hwɛ sɛdeɛ nneɛma bɛyɛ. Anka obiara a ɔwɔ asɛm a ɔpɛ sɛ wɔdi ma no no bɛba m’anim, na mahwɛ abu atɛntenenee ama no.”
5 Afei nso, sɛ obi bɛn Absalom bɛkoto no a, ɔtene ne nsa sɔ onii no mu na ɔfe n’ano.+ 6 Saa na Absalom yɛɛ Israelfoɔ a wɔbaa ɔhene anim sɛ ɔmmu atɛn mma wɔn no nyinaa. Absalom yɛɛ saa ara de wiaa Israel mmarima akoma.+
7 Mfeɛ nnan* akyi no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Mesrɛ wo, ma menkɔ Hebron+ nkɔtua me bɔhyɛ adeɛ a mede hyɛɛ Yehowa bɔ no. 8 Berɛ a w’akoa te Gesur+ wɔ Siria no, mehyɛɛ bɔ+ sɛ, ‘Sɛ Yehowa san de me ba Yerusalem a, me nso mɛbɔ afɔreɛ ama* Yehowa.’” 9 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ.” Enti ɔsɔre kɔɔ Hebron.
10 Afei Absalom somaa akwansrafoɔ* kɔɔ Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ: “Sɛ mote sɛ wɔabɔ abɛn ara pɛ a, monka sɛ, ‘Absalom abɛyɛ ɔhene wɔ Hebron!’”+ 11 Saa berɛ no, na wɔafrɛfrɛ mmarima 200 adi Absalom akyi afiri Yerusalem kɔ hɔ, nanso na wɔnnim deɛ ɛrekɔ so. 12 Afei nso, berɛ a Absalom bɔɔ afɔreɛ wieeɛ no, ɔsoma kɔfrɛɛ Dawid fotufoɔ+ Ahitofel+ a ɔyɛ Giloni+ no firii ne kurom Gilo baeɛ. Atirisopam* no mu trɛeɛ, na nnipa bebree bɛkaa Absalom ho.+
13 Akyire yi, obi bɛka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Israel mmarima akoma akɔdi Absalom akyi.” 14 Ntɛm ara na Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔka ne ho wɔ Yerusalem no nyinaa sɛ: “Monsɔre mma yɛnnwane,+ anyɛ saa na Absalom bɛto yɛn a, obiara remfa ne ho nni! Monka mo ho, na wammɛto yɛn anyɛ yɛn pasaa, na wamfa sekan ankunkum kuro yi mufoɔ!”+ 15 Ɔhene nkoa no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Deɛ yɛn wura ɔhene pɛ sɛ ne nkoa yɛ biara, yɛbɛyɛ.”+ 16 Enti ɔhene kɔe, na ne fiefoɔ nyinaa dii n’akyi. Ɔhene gyaa ne mpenafoɔ* du+ sɛ wɔnhwɛ fie* hɔ. 17 Ɛnna ɔhene ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho nyinaa toaa wɔn akwantuo no so, na wɔkɔgyinaa Bet-Mehak.
18 Ne nkoa a wɔne no nam* nyinaa, ne Keretifoɔ, Peletifoɔ,+ ne Gatfoɔ+ no nyinaa, mmarima 600 a wɔdii n’akyi firii Gat+ baeɛ no, ɔhene hwɛɛ wɔn mu biara ansa na ɔrema watwam.* 19 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Gatni Itai+ sɛ: “Adɛn nti na wo nso wo ne yɛn rekɔ? San kɔ, na kɔtena ɔhene foforɔ no nkyɛn, ɛfiri sɛ woyɛ hɔhoɔ, na afei nso woadwane afiri wo man mu. 20 Nnora na wobaeɛ, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛnnɛ mema wo ne yɛn kɔkyinkyini baabiara a mɛkɔ? San w’akyi kɔ, wo ne wo nuanom. Ma Yehowa nna ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi nkyerɛ wo na ɔnni wo nokorɛ!”+ 21 Nanso Itai buaa ɔhene sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase na me wura ɔhene nso te ase yi, baabiara a me wura ɔhene bɛkɔ no, owuo mu oo, nkwa mu oo, ɛhɔ ara na w’akoa nso bɛkɔ!”+ 22 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Itai+ sɛ: “Twa subɔn no kɔ.” Enti Gatni Itai ne mmarima a wɔka ne ho no nyinaa ne mmɔfra no twaa subɔn no.
23 Berɛ a nkurɔfoɔ yi nyinaa retwa akɔ ɛfã nohoa no, na asaase no sofoɔ nyinaa resu dendeenden, na ɔhene gyinaa Kidron Bɔn+ no ho; nkurɔfoɔ no nyinaa twaam kɔfaa serɛ so kwan no so. 24 Ná Sadok+ ne Lewifoɔ+ a wɔso nokorɛ Nyankopɔn no apam adaka no+ nyinaa ka wɔn ho, na wɔde nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no sii hɔ; ná Abiatar+ nso di mu bi, na nkurɔfoɔ no nyinaa firii kuro no mu twaa subɔn no. 25 Nanso ɔhene ka kyerɛɛ Sadok sɛ: “Fa nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no san kɔ kuro no mu.+ Sɛ menya Yehowa anim adom a, ɔbɛsan de me aba na wama mahu Adaka no ne ne siberɛ.+ 26 Nanso sɛ ɔka sɛ, ‘M’ani nnye wo ho’ nso a, ɛnneɛ deɛ ɛtene wɔ n’ani so biara, ma no mfa nyɛ me.” 27 Ɔhene ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Sadok sɛ: “Wonyɛ ɔdehwɛfoɔ+ anaa? Fa asomdwoeɛ san kɔ kuro no mu, wo ne mo mma mmienu no nkɔ, wo ara wo ba Ahimahas ne Abiatar ba Yonatan.+ 28 Me deɛ, mɛtwɛn wɔ baabi a wɔfa twa asubɔnten no wɔ serɛ so hɔ akɔsi sɛ mɛte asɛm bi afiri mo nkyɛn.”+ 29 Ɛnna Sadok ne Abiatar de nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no san kɔɔ Yerusalem, na wɔtwɛn wɔ hɔ.
30 Dawid foroo Ngodua Bepɔ*+ no. Ɔreforo kɔ nyinaa na ɔde adeɛ akata ne ti resu; ná ɔnhyɛ mpaboa, na nkurɔfoɔ a wɔka ne ho nyinaa nso, na obiara akata ne ti, na wɔreforo kɔ nyinaa na wɔresu. 31 Afei wɔbɛbɔɔ Dawid amanneɛ sɛ: “Ahitofel nso akɔka Absalom nkurɔfoɔ no ho.”+ Ɛnna Dawid kaa sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, ma Ahitofel afotuo* nnane nkwaseasɛm!”+
32 Berɛ a Dawid duruu bepɔ no atifi, faako a kane na wɔkoto Onyankopɔn no, Husai+ a ɔyɛ Arkini+ no bɛhyiaa no wɔ hɔ. Ɔbaeɛ no, na wasuan n’ataadeɛ mu de dɔteɛ agu ne tirim. 33 Nanso Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wo ne me kɔ a, ɛremmoa me. 34 Na mmom san kɔ kuro no mu na kɔka kyerɛ Absalom sɛ, ‘O ɔhene, meyɛ w’akoa; kane no, na meyɛ wo papa akoa, nanso seesei deɛ, meyɛ w’akoa.’+ Woyɛ saa a, wobɛtumi asɛe Ahitofel afotuo ama me.+ 35 Sɛ́ wo ne ɔsɔfoɔ Sadok ne ɔsɔfoɔ Abiatar na ɛwɔ hɔ? Asɛm biara a wobɛte afiri ahemfie no, ka kyerɛ ɔsɔfoɔ Sadok ne ɔsɔfoɔ Abiatar.+ 36 Hwɛ! Wɔn mma mmienu no ne wɔn wɔ hɔ, Sadok ba Ahimahas+ ne Abiatar ba Yonatan.+ Enti asɛm biara a mobɛte no, monsoma wɔn na wɔmmɛka nkyerɛ me.” 37 Ɛnna Dawid adamfo Husai*+ kɔɔ kuro no mu; saa berɛ no ara nso na Absalom kɔduruu Yerusalem.
16 Berɛ a Dawid twaam wɔ bepɔ no atifi+ hɔ kɔɔ n’anim kakra no, Mefiboset+ somfoɔ Siba+ de mfunumu mmienu bɛhyiaa no. Ná wɔsoso paanoo 200, bobe keeki 100, borɔdɔma ne nkyiresia* keeki 100, ne bobesa ahina kɛseɛ ma.+ 2 Ɛnna ɔhene bisaa Siba sɛ: “Adɛn nti na wode nneɛma yi aba?” Siba kaa sɛ: “Mfunumu yi, ma wɔmfa mma ɔhene fiefoɔ ntenatena so, na paanoo ne nnuaba yi, ma mmeranteɛ no nni, na bobesa yi nso, ma wɔmfa mma wɔn a wɔabrɛ wɔ serɛ so na wɔnnom.”+ 3 Ɛnna ɔhene bisaa no sɛ: “Wo wura ba* no wɔ he?”+ Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔte Yerusalem reka sɛ, ‘Ɛnnɛ Israel fie bɛsan adane me papa ahennie ama me.’”+ 4 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Siba sɛ: “Hwɛ! Deɛ Mefiboset wɔ nyinaa yɛ wo dea.”+ Siba nso kaa sɛ: “Mekoto wo. Me wura ɔhene, ma mennya w’anim adom.”+
5 Berɛ a Ɔhene Dawid duruu Bahurim no, ɔbarima bi a ɔfiri Saul abusua mu a wɔfrɛ no Simei+ a ɔyɛ Gera ba pue baeɛ; ɔreba nyinaa, na ɔredome no.+ 6 Ɔtotoo aboɔ boroo Ɔhene Dawid ne ne nkoa nyinaa, ne nkurɔfoɔ no nyinaa, ne akatakyie a wɔwɔ Dawid benkum ne ne nifa so no. 7 Berɛ a Simei redome no no, deɛ ɔkaeɛ ne sɛ: “Firi hɔ kɔ, firi hɔ kɔ, ɔbarima wudini!* Onipahunu a ɔte sɛ wo! 8 Yehowa ama Saul a wobɛsii n’ananmu dii hene no fie mogya nyinaa abɛgu wo tiri so, na Yehowa agye ahennie no de ahyɛ wo ba Absalom nsa. Woyɛ ɔbarima wudini* nti na seesei mmusuo aba wo so no!”+
9 Ɛnna Seruia ba Abisai+ ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ kraman funu yi+ dome me wura ɔhene?+ Mesrɛ wo, ma menkɔtwa ne ti mfiri so.”+ 10 Nanso ɔhene kaa sɛ: “Seruia mma, ɛdeɛn na me ne mo wɔ yɛ?+ Momma no nnome me,+ ɛfiri sɛ Yehowa aka akyerɛ no sɛ,+ ‘Dome Dawid!’ Enti hwan na ɔbɛtumi aka sɛ, ‘Adɛn nti na woreyɛ saa?’” 11 Afei Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne nkoa nyinaa sɛ: “Hwɛ! Me ara me ba a mawo no mpo repɛ me aku me,*+ na kampɛsɛ Benyaminni!+ Monnyaa no na ɔnnome me, ɛfiri sɛ Yehowa aka sɛ ɔnyɛ saa! 12 Ebia Yehowa bɛhu m’amanehunu,+ na nnome a ɔde adome me nnɛ yi, Yehowa de papa bɛhyɛ ananmu ama me.”+ 13 Ɛnna Dawid ne ne mmarima no toaa wɔn akwantuo no so; ná Simei nso nam bepɔ no fã nohoa redome no,+ na ɔrekɔ nyinaa na ɔretoto aboɔ boro wɔn, na na ɔresesa mfuturo bebree gu wɔn so.
14 Nkakrankakra ɔhene ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho nyinaa kɔduruu baabi a wɔrekɔ no, na na wɔabrɛ, enti wɔgyee wɔn ahome.
15 Absalom deɛ, ɔne Israel mmarima nyinaa kɔduruu Yerusalem, na na Ahitofel+ ka ne ho. 16 Berɛ a Dawid adamfo Husai+ a ɔyɛ Arkini*+ no duruu Absalom nkyɛn no, Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa!+ Ɔhene, nya nkwa daa!” 17 Ɛnna Absalom bisaa Husai sɛ: “Enti wei na woreyɛ de akyerɛ sɛ wowɔ ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ma w’adamfo? Adɛn nti na wo ne w’adamfo ankɔ?” 18 Ɛnna Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Daabi, deɛ Yehowa ne nkurɔfoɔ yi ne Israel mmarima nyinaa ayi no no, ɔno na mewɔ n’afã, na ɔno na me ne no bɛtena. 19 Meresi so bio sɛ, Hwan na mensom no? Ɛnyɛ ne ba na mɛsom no? Sɛdeɛ mesom wo papa no, saa ara na mɛsom wo.”+
20 Afei Absalom ka kyerɛɛ Ahitofel sɛ: “Tu me fo.+ Ɛdeɛn na yɛnyɛ?” 21 Ɛnna Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Wo ne wo papa mpenafoɔ* a ɔgyaa wɔn akyire sɛ wɔnhwɛ fie* hɔ+ no nna.+ Ɛba saa a, Israelfoɔ nyinaa bɛte sɛ wo ho abɔn wo papa, na ɛbɛma wɔn a wɔwɔ w’afã anya ahoɔden.” 22 Enti wɔsii ntomadan wɔ dan atifi+ maa Absalom, na Absalom ne ne papa mpenafoɔ no daa+ wɔ Israel nyinaa anim.+
23 Saa berɛ no, na wɔbu Ahitofel+ afotuo te sɛ nokorɛ Nyankopɔn no anom asɛm.* Saa na na Dawid ne Absalom bu Ahitofel afotuo nyinaa.
17 Ɛnna Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Mesrɛ wo, ma menyi mmarima 12,000 na yɛnsɔre nkɔti Dawid anadwo yi. 2 Mɛkɔ akɔto no sɛ wabrɛ na n’ahoɔden asa,*+ na mɛma ehu aka no; nnipa a wɔwɔ ne ho nyinaa bɛdwane, na mɛku ɔhene nko ara.+ 3 Afei mede mmarima no nyinaa bɛsan abrɛ wo. Sɛ mmarima no nyinaa bɛsan aba a, ɛbɛgyina deɛ ɛbɛto ɔbarima a worehwehwɛ no no so. Ɛno akyi no, ɔman no nyinaa bɛnya asomdwoeɛ.” 4 Asɛm a ɔkaeɛ no, na ɛtɔ Absalom ne Israel mpanimfoɔ nyinaa asom.
5 Nanso Absalom kaa sɛ: “Mesrɛ mo, momfrɛ Husai+ a ɔyɛ Arkini no mmra, na yɛntie deɛ ɔno nso wɔ ka.” 6 Enti Husai baa Absalom nkyɛn. Na Absalom ka kyerɛɛ no sɛ: “Afotuo a Ahitofel de ama nie. Yɛnyɛ deɛ waka no anaa? Sɛ ɛnte saa a, kyerɛ w’adwene.” 7 Ɛnna Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Ahitofel afotuo a ɔde ama saa berɛ yi deɛ, ɛnyɛ!”+
8 Husai toaa so kaa sɛ: “Wo ara wonim sɛ wo papa ne ne mmarima no yɛ akatakyie,+ na wɔn ani abere* te sɛ sisire a ne mma ayera wɔ wuram.+ Afei nso, wo papa yɛ ɔkofoɔ,+ enti anadwo yi, ɔrenna ɔmanfoɔ no mu. 9 Sɛsɛɛ wakɔhinta ɔbodan* mu anaa baabi foforɔ.+ Na ɛba sɛ ɔno di kan to hyɛ wɔn so a, nkurɔfoɔ bɛte aka sɛ, ‘Nnipa a wɔdi Absalom akyi no adi nkoguo!’ 10 Ɛba saa a, ɔbarima kokoɔdurofoɔ a n’akoma te sɛ gyata+ akoma mpo bɛbɔ hu; Israel nyinaa nim sɛ wo papa yɛ ɔkatakyie,+ na mmarima a wɔka ne ho no nso yɛ akokoɔdurofoɔ. 11 Enti m’afotuo nie: Ma wɔmmoaboa Israel nyinaa ano, ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba,+ na wɔn dodoɔ nyɛ sɛ mpoano anwea,+ na wɔmmra wo nkyɛn, na wo ara di wɔn anim kɔ ɛko no. 12 Ma yɛnkɔ ne so wɔ baabi a yɛbɛhu no biara, na yɛnto nhyɛ ne so sɛdeɛ bosuo tɔ gu fam no, na ɔne mmarima a wɔka ne ho no baako mpo renka. 13 Na sɛ ɔkɔhyɛ kuro bi mu nso a, Israel nyinaa bɛfa nhoma akɔ hɔ, na yɛatwe kuro no afasuo akɔgu subɔn no mu akɔsi sɛ ɛboɔ baako mpo renka hɔ.”
14 Ɛnna Absalom ne Israel mmarima nyinaa kaa sɛ: “Husai a ɔyɛ Arkini no afotuo no yɛ sene Ahitofel afotuo no!”+ Ná Ahitofel afotuo no yɛ, nanso Yehowa na ɔhwɛ maa* wɔsɛee afotuo no+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa de mmusuo bɛba Absalom so.+
15 Akyire yi, Husai kɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Sadok ne ɔsɔfoɔ Abiatar+ sɛ: “Sei ne sei na Ahitofel tuu Absalom ne Israel mpanimfoɔ no fo, na sei ne sei na me nso metuu wɔn fo. 16 Enti afei monsoma ntɛm nkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Anadwo yi, ntena serɛ no so baabi a wɔfa twa asubɔnten no.* Mmom twa kɔ ɛfã nohoa, anyɛ saa a wɔbɛpra* ɔhene ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa afiri hɔ.’”+
17 Saa berɛ no, na Yonatan+ ne Ahimahas+ wɔ En-Rogel,+ enti abaawa bi kɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn. Ɛnna wɔn nso siim sɛ wɔrekɔka akyerɛ Ɔhene Dawid. Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na wɔsuro sɛ wɔbɛkɔ kuro no mu ama obi ahu wɔn. 18 Nanso aberanteɛ bi huu wɔn, na ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Enti wɔn mmienu de mmirika kɔɔ Bahurim+ kɔhyɛɛ abura mu wɔ ɔbarima bi adihɔ. 19 Ɛnna ɔbarima no yere de adeɛ kataa abura no so, na ɔde hwiit a wɔasi guu so, na obiara anhunu akyire. 20 Absalom nkoa no baa ɔbaa no nkyɛn wɔ fie hɔ, na wɔbisaa no sɛ: “Ɛhe na Ahimahas ne Yonatan wɔ?” Ɔbaa no buaa sɛ: “Wɔatwam kɔ asubɔnten no ho.”+ Na wɔhwehwɛɛ wɔn ara, nanso wɔanhu wɔn, enti wɔsan kɔɔ Yerusalem.
21 Berɛ a mmarima no firii hɔ kɔeɛ no, wɔfirii abura no mu, na wɔsiim kɔbɔɔ Ɔhene Dawid amanneɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Monsɔre, na monyɛ ntɛm nkɔtwa nsuo no, na afotuo a Ahitofel de ama wɔn nie.”+ 22 Ɛhɔ ara na Dawid ne nnipa a wɔka ne ho nyinaa sɔreeɛ, na wɔkɔtwaa Yordan no. Adeɛ kyeeɛ no, na wɔn nyinaa atwa Yordan no; wɔn mu baako mpo anka.
23 Ahitofel deɛ, berɛ a ɔhuu sɛ wɔamfa n’afotuo anyɛ adwuma no, ɔhyehyɛɛ afunumu, na ɔsɔre siim kɔɔ ne fie wɔ ne kurom.+ Ɛnna ɔmaa ne fiefoɔ akwankyerɛ,+ na ɔsɛn ne ho*+ wuiɛ. Na wɔsiee no wɔ n’agyanom asieeɛ.
24 Dawid kɔɔ Mahanaim,+ na Absalom nso ne Israel mmarima a wɔka ne ho nyinaa kɔtwaa Yordan no. 25 Amasa+ na Absalom de no sii Yoab ananmu yɛɛ no asraafoɔ so panin.+ Amasa yɛ Israelni barima a wɔfrɛ no Yitra no ba; ɔne Abigail+ na ɛwoo no. Abigail nso yɛ Nahas ba, na ɔsan yɛ Yoab maame Seruia nuabaa. 26 Israel ne Absalom kɔsoɛɛ Gilead+ asaase so.
27 Berɛ a Dawid bɛduruu Mahanaim no, ɛhɔ ara na Sobi a ne papa ne Nahas a ɔfiri Ammonfoɔ kuro Raba+ mu, Makir+ a ne papa ne Amiel a ɔfiri Lo-Debar, ne Gileadni Basilai+ a ɔfiri Rogelim bɛhyiaa no. 28 Nneɛma a wɔde baeɛ ne mpa, asɛn, nkukuo, hwiit, baali,* esiam, nkyeweɛ, apatram, asedua, hwiit* a wɔakye, 29 ɛwoɔ, bɔta, nnwan, ne kyiis.* Wɔde ne nyinaa brɛɛ Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no sɛ wɔnni,+ ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: “Ɛkɔm de nkurɔfoɔ no, na wɔabrɛbrɛ na sukɔm nso ade wɔn wɔ serɛ yi so.”+
18 Ɛnna Dawid kan mmarima a wɔka ne ho no, na ɔde apem apem so ahwɛfoɔ ne ɔhaha so ahwɛfoɔ sisii wɔn so.+ 2 Afei Dawid kyɛɛ mmarima no mu akuo mmiɛnsa de baako hyɛɛ Yoab nsa,+ na ɔde baako hyɛɛ Seruia ba+ Abisai a ɔyɛ Yoab nua no nsa,+ na ɔde baako nso hyɛɛ Gatni Itai nsa.+ Na ɔhene ka kyerɛɛ mmarima no sɛ: “Me nso mɛka mo ho ne mo akɔ.” 3 Nanso wɔkaa sɛ: “Yɛmpɛ sɛ wo ne yɛn kɔ;+ yɛn deɛ, sɛ ɛba sɛ yɛdwane a, ɛrenyɛ wɔn asɛm.* Sɛ mpo yɛn mu fã wu a, ɛrenyɛ wɔn asɛm, na wo deɛ, wote sɛ yɛn mu nnipa 10,000.+ Enti ɛyɛ mmom sɛ wobɛtena kuro no mu adi aboa yɛn.” 4 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ mopɛ sɛ meyɛ biara, mɛyɛ.” Enti ɔhene gyinaa kuro pono no nkyɛn maa mmarima no nyinaa pue kɔeɛ, ɔhaha ne apem apem. 5 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yoab, Abisai, ne Itai sɛ: “Mo ne aberanteɛ Absalom nni no brɛbrɛ mma me.”+ Berɛ a ɔhene de Absalom ho ahyɛdeɛ no rema asahene no, mmarima no nyinaa teeɛ.
6 Mmarima no siim kɔɔ wuram kɔhyiaa Israel, na wɔde ɛko no hyehyɛɛ so wɔ Efraim kwaeɛ mu.+ 7 Israel+ dɔm no dii nkoguo wɔ Dawid nkoa no anim+ wɔ hɔ, na nnipa bebree wuwuu saa da no, mmarima 20,000. 8 Ɛko no trɛ kɔɔ mpɔtamu hɔ baabiara. Bio nso, nnipa a wɔwuwuu wɔ kwaeɛ no mu saa da no dɔɔso senee nnipa a sekan kunkum wɔn no.
9 Ɛduruu baabi no, Dawid nkoa no kɔpuee Absalom so. Saa berɛ no, na Absalom te afunumupɔnkɔ bi so, na afunumupɔnkɔ no kɔfaa dua kɛseɛ bi mman kusuu ase, na ne tiri nwi kɔsɔɔ dua kɛseɛ no mu maa no sensɛn soro a ne nan nka fam,* na afunumupɔnkɔ a na ɔte so no toaa so kɔe. 10 Obi hunuiɛ, na ɔkɔka kyerɛɛ Yoab+ sɛ: “Hwɛ! Makɔhu Absalom sɛ ɔsɛn dua kɛseɛ bi so.” 11 Ɛnna Yoab ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ no no sɛ: “Sɛ wohuu no a, adɛn nti na woanku no amma no ammɛhwe fam wɔ hɔ ara? Anka mede nnwetɛbena du ne abɔsoɔ* bɛtua wo ka.” 12 Nanso ɔbarima no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Sɛ woma me nnwetɛbena 1,000 mpo a,* merentumi mfa me nsa nka ɔhene ba no, ɛfiri sɛ berɛ a ɔhene ka kyerɛɛ wo ne Abisai ne Itai sɛ, ‘Obiara nhwɛ yie na biribi anyɛ aberanteɛ Absalom’ no, yɛteeɛ.+ 13 Sɛ meyɛɛ asoɔden kuu no a,* anka asɛm no renhinta ɔhene da, na wo nso anka worenka bi mma me.” 14 N’ano siiɛ no, Yoab kaa sɛ: “Merensɛe berɛ wɔ wo ho bio!” Ɛnna ɔfaa nnadeɛ nketewa* mmiɛnsa a ano yɛ mfeamfeaa hyɛɛ ne nsam, na ɔkɔtoto wɔɔ Absalom akomam wɔ dua kɛseɛ no so berɛ a ɔda so te nkwa mu. 15 Ɛnna Yoab asomfoɔ du a wɔkura n’akodeɛ baa Absalom ho bɛkum no.+ 16 Afei Yoab bɔɔ abɛn, na mmarima no gyaee Israel akyiri die; Yoab maa wɔgyaee ɛko no. 17 Wɔde Absalom kɔtoo amena kɛseɛ bi mu wɔ kwaeɛ mu hɔ, na wɔsoaa aboɔ pii guu ne so.+ Na Israelfoɔ nyinaa, obiara dwane kɔɔ ne fie.
18 Berɛ a Absalom te ase no, ɔde edum bi tim Ɔhene Bɔn mu,*+ na ɔkaa sɛ: “Menni ɔbabarima biara a ɔbɛma me din atena hɔ.”+ Enti ɔde ne din too edum no so, na wɔafrɛ no Absalom Nkaeɛdum de bɛsi nnɛ.
19 Sadok ba Ahimahas+ kaa sɛ: “Mesrɛ wo, ma mentu mmirika nkɔbɔ ɔhene amanneɛ, ɛfiri sɛ Yehowa abu atɛntenenee ama no de agye no afiri n’atamfo nsam.”+ 20 Nanso Yoab ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ wo na wobɛbɔ amanneɛ nnɛ, da foforɔ na wobɛbɔ amanneɛ. Ɛnnɛ deɛ, ɛnyɛ wo na wobɛbɔ amanneɛ no, ɛfiri sɛ ɔhene ba na awu.”+ 21 Afei Yoab ka kyerɛɛ Kusni+ no sɛ: “Kɔ na kɔka deɛ woahunu kyerɛ ɔhene.” Ɛnna Kusni no kotoo Yoab, na ɔde mmirika kɔeɛ. 22 Na Sadok ba Ahimahas san ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Deɛ ɛbɛba biara mmra, mesrɛ wo, ma me nso mentu mmirika nni Kusni no akyi.” Nanso Yoab kaa sɛ: “Me ba, adɛn nti na wopɛ sɛ wotu mmirika kɔ berɛ a yɛmfaa amanneɛbɔ biara nsomaa wo?” 23 Ɔsan kaa bio sɛ: “Deɛ ɛbɛba biara mmra, ma mentu mmirika nkɔ.” Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Tu mmirika kɔ!” Na Ahimahas sɔɔ mmirika mu kɔfaa Yordan mantam no mu, na ɔkɔsian Kusni no ho.
24 Ná Dawid te kuro apono mmienu no ntam,+ na ɔwɛmfoɔ+ no kɔɔ kuro pono no atifi wɔ ɔfasuo no so. Berɛ a ɔmaa n’ani so no, ɔhuu ɔbarima bi a ɔno nko ara nam sɛ ɔde mmirika reba. 25 Enti ɔwɛmfoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene, na ɔhene kaa sɛ: “Sɛ ne nko ara na ɔnam a, ɛnneɛ ɔde asɛm nam.” Berɛ a ɔreyɛ abɛn hɔ no, 26 ɔwɛmfoɔ no huu ɔbarima foforɔ sɛ ɔde mmirika reba. Ɔwɛmfoɔ no ka kyerɛɛ ɛpono ano hwɛfoɔ no sɛ: “Hwɛ! Ɔbarima foforɔ a ɔno nko ara nam de mmirika reba.” Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Ɔno nso so nkra.” 27 Ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ: “Deɛ ɔdi kan no mmirikatuo te sɛ Sadok ba Ahimahas.”+ Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Ɔyɛ onipa pa enti ɛbɛyɛ sɛ asɛmpa na ɔde nam.” 28 Ɛnna Ahimahas ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Mede anigyesɛm nam!” Ɔkotoo ɔhene de n’anim butuu fam. Na ɔtoaa so sɛ: “Ayeyie nka Yehowa wo Nyankopɔn, ɛfiri sɛ nnipa a wɔsɔre* tiaa me wura ɔhene no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa.”+
29 Nanso ɔhene bisaa sɛ: “Aberanteɛ Absalom ho yɛ anaa?” Ɛnna Ahimahas kaa sɛ: “Berɛ a Yoab somaa ɔhene somfoɔ ne me* no, metee gyegyeegye bi, nanso na mennim deɛ ɛrekɔ so.”+ 30 Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Bɛgyina nkyɛn ha.” Ɛnna ɔkɔgyinaa nkyɛn.
31 Afei Kusni no nso bɛduruu hɔ,+ na Kusni no kaa sɛ: “Ma me wura ɔhene ntie amanneɛ a ɛwɔ hɔ yi: Ɛnnɛ Yehowa abu atɛntenenee ama wo, na wagye wo afiri wɔn a wɔsɔre tiaa wo no nyinaa nsam.”+ 32 Nanso ɔhene bisaa Kusni no sɛ: “Aberanteɛ Absalom ho yɛ anaa?” Ɛnna Kusni no kaa sɛ: “Ma me wura ɔhene atamfo a wɔsɔre tiaa wo a na wɔpɛ sɛ wɔdi wo bɔne nyinaa nyɛ sɛ aberanteɛ no!”+
33 Asɛm no haa ɔhene, na ɔforo kɔɔ kuro pono no atifi dan no mu, na ɔtuee su mu. Ɔrekɔ nyinaa na ɔreka sɛ: “O me ba Absalom, me ba yi, me ba Absalom! Anka ma me mmom menwu, anka ma mensi w’ananmu, Absalom! Me ba yi, me ba yi!”+
19 Wɔkɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Ɔhene resu, na ɔredi Absalom wuo no ho awerɛhoɔ.”+ 2 Enti nkonimdie* a ɛbaa saa da no danee awerɛhoɔ maa mmarima no nyinaa, ɛfiri sɛ wɔtee sɛ ɔhene resu ne ba no. 3 Saa da no, mmarima no baa kuro no mu+ dinn sɛdeɛ nnipa a wɔadi nkoguo wɔ ɛko mu de aniwuo dwane no. 4 Ɔhene de adeɛ kataa n’anim, na ɔkɔɔ so suu dendeenden sɛ: “Me ba Absalom! Absalom, me ba yi, me ba yi!”+
5 Na Yoab baa ɔhene nkyɛn wɔ fie hɔ bɛkaa sɛ: “Wo nkoa a wɔagye wo nkwa,* na wɔagye wo mma mmarima,+ wo mma mmaa,+ wo yerenom, ne wo mpenafoɔ*+ nso nkwa* no, ɛnnɛ woahyɛ wɔn nyinaa aniwuo, 6 ɛfiri sɛ woadɔ w’atamfo na woatan w’adɔfoɔ. Ɛnnɛ woakyerɛ sɛ asahene ne nkoa nyɛ hwee mma wo; ɛnnɛ na mahu sɛ, sɛ Absalom anwu na yɛn a yɛaka nyinaa wuwuiɛ a, anka wopɛ. 7 Afei sɔre pue, na pɛ asɛmpa bi ka kyerɛ wo nkoa fa hyɛ wɔn nkuran,* ɛfiri sɛ meka Yehowa ntam sɛ, sɛ woampue a, obiara rentena wo ho anadwo yi. Anka deɛ ɛbɛto wo no bɛkyɛn bɔne a aba wo so firi wo mmeranteberɛ mu de abɛduru sɛsɛɛ no nyinaa.” 8 Enti ɔhene sɔre bɛtenaa kuro no pono ano, na wɔkɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ: “Ɔhene abɛtena kuro no pono ano.” Ɛnna nkurɔfoɔ no nyinaa baa ɔhene anim.
Nanso Israel deɛ, na wɔadwane ama obiara kɔ ne fie.+ 9 Nnipa a wɔwɔ Israel mmusuakuo nyinaa mu ne wɔn ho hamee, na wɔkaa sɛ: “Ɔhene na ɔgyee yɛn firii yɛn atamfo nsam,+ na ɔno ara nso na ɔgyee yɛn firii Filistifoɔ nsam; seesei Absalom nti wadwane afiri asaase yi so.+ 10 Na Absalom nso a yɛsraa no sii yɛn so hene no,+ wawu wɔ ɛko no mu.+ Enti afei adɛn nti na monkɔfaa ɔhene nsan mmaeɛ?”
11 Ɔhene Dawid soma kɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Sadok+ ne ɔsɔfoɔ Abiatar+ sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Yuda mpanimfoɔ+ sɛ, ‘Adɛn nti na moretwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asan akɔ ne fie, berɛ a Israel nyinaa de nkra abrɛ ɔhene wɔ baabi a ɔte no? 12 Me nuanom ne mo; me nnompe ne me honam ne mo.* Adɛn nti na moretwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asan akɔ?’ 13 Amasa+ nso, monka nkyerɛ no sɛ, ‘Ɛnyɛ me nnompe ne me honam ne wo? Ɛfiri nnɛ rekɔ, sɛ woammɛyɛ ɔsahene ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho.’”+
14 Na ɔnyaa* Yuda mmarima nyinaa akoma maa wɔyɛɛ baako, enti wɔsoma kɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Wo ne wo nkoa nyinaa, monsan mmra.”
15 Ɔhene san n’akyi ba bɛduruu Yordan ho. Yudafoɔ nso kɔɔ Gilgal+ sɛ wɔrekɔhyia ɔhene na wɔde no atwa Yordan. 16 Ɛnna Benyaminni Gera ba Simei+ a ɔfiri Bahurim no yɛɛ ntɛm ne Yuda mmarima no kɔɔ sɛ wɔrekɔhyia Ɔhene Dawid. 17 Ɔrekɔ no, Benyaminfoɔ mmarima 1,000 kaa ne ho kɔe. Ná Saul fie akoa Siba+ ne ne mma mmarima 15 ne ne nkoa 20 nso ka ne ho. Wɔyɛɛ ntɛm kɔtwaa Yordan ansa na ɔhene reba. 18 Na ɔfaa* baabi a wɔfa twa nsuo no sɛ ɔrekɔfa ɔhene fiefoɔ de wɔn atwa nsuo no na wayɛ deɛ ɔhene pɛ biara ama no. Na Gera ba Simei bɛkotoo ɔhene anim berɛ a ɔrebɛtwa Yordan no. 19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Mma me wura mmmu me fɔ, na nkae bɔne a w’akoa yɛɛ wo+ da a me wura ɔhene firii Yerusalem kɔeɛ no, na mma ɔhene mmfa nnhyɛ ne mu. 20 W’akoa nim sɛ wayɛ bɔne, enti na ɛnnɛ madi Yosef fie nyinaa kan abɛhyia me wura ɔhene yi.”
21 Ɛhɔ ara na Seruia ba Abisai+ kaa sɛ: “Deɛ Simei yɛeɛ no, ɛnyɛ owuo na ɛfata no? Ɛfiri sɛ ɔdomee deɛ Yehowa asra no.”+ 22 Nanso Dawid kaa sɛ: “Mo Seruia mma, asɛm yi fa mo ho bɛn a enti moasɔre atia me nnɛ yi?+ Ɛnnɛ yɛ da a ɛsɛ sɛ wɔkum obi wɔ Israel? Enti mennim sɛ medi hene wɔ Israel nnɛ?” 23 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: “Worenwu.” Afei ɔhene kaa no ntam.+
24 Saul banana Mefiboset+ nso bɛhyiaa ɔhene. Ɔno deɛ, ɛfiri da a ɔhene kɔeɛ bɛsi da a ɔbaa asomdwoeɛ mu no, na ɔnhohoroo ne nan ho mmubuu ne mmɔwerɛ. Afei na ɔntwitwaa ne mfemfem nhoroo ne ntaadeɛ. 25 Berɛ a ɔbaa* Yerusalem bɛhyiaa ɔhene no, ɔhene bisaa no sɛ: “Mefiboset, adɛn nti na wo ne me ankɔ?” 26 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Me wura ɔhene, me somfoɔ no+ na ɔdaadaa me. W’akoa kaa sɛ, ‘Ma menhyehyɛ afunumu na mentena so ne ɔhene nkɔ,’ ɛfiri sɛ w’akoa yɛ obubuafoɔ.+ 27 Nanso ɔbɛsɛee w’akoa din kyerɛɛ me wura.+ Na me wura ɔhene deɛ, wote sɛ nokorɛ Nyankopɔn no bɔfoɔ, enti deɛ ɛyɛ ma wo biara, yɛ. 28 Anka me wura ɔhene bɛtumi akunkum me papa fiefoɔ nyinaa, nanso wode w’akoa aka wɔn a wɔdidi wɔ wo pono so no ho.+ Enti hokwan bɛn na mewɔ sɛ mɛsan asu akyerɛ ɔhene?”
29 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na woda so ara ka ho asɛm? Masi gyinae sɛ, wo ne Siba nkyɛ asaase no.”+ 30 Na Mefiboset ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Seesei a me wura ɔhene asan aba ne fie asomdwoeɛ mu yi, ma no mfa ne nyinaa mpo.”
31 Na Gileadni Basilai+ firi Rogelim baa Yordan mpɔtamu hɔ sɛ ɔrebegya ɔhene kwan akɔ Asubɔnten Yordan ho. 32 Ná Basilai anyini paa, na wadi mfeɛ 80; berɛ a ɔhene wɔ Mahanaim no, ɔno na na ɔma no aduane,+ ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔdefoɔ paa. 33 Enti ɔhene ka kyerɛɛ Basilai sɛ: “Wo ne me ntwa nkɔ, na mɛma woanya w’ano aduane wɔ Yerusalem.”+ 34 Nanso Basilai ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Me nkwa nna* a aka yɛ ahe na me ne ɔhene akɔ Yerusalem? 35 Seesei madi mfeɛ 80.+ Mɛtumi ahunu deɛ ɛyɛ papa ne deɛ ɛyɛ bɔne? W’akoa bɛte deɛ medi ne deɛ menom dɛ? Anaa mɛte mmarima ne mmaa nnwontofoɔ nne bio?+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ w’akoa kɔyɛ adesoa ma me wura ɔhene? 36 Yordan ho a w’akoa de ɔhene abɛduru no ara dɔɔso ma me. Adɛn nti na ɔhene de akatua a ɛte sei rema me? 37 Mesrɛ wo, ma w’akoa nsan na ma menwu wɔ me kurom, baabi a ɛbɛn me papa ne me maame asieeɛ.+ W’akoa Kimham+ nie. Ma no ne me wura ɔhene ntwa nkɔ, na deɛ ɛyɛ ma wo biara, yɛ ma no.”
38 Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Kimham ne me bɛtwa akɔ, na deɛ ɛyɛ ma wo biara, mɛyɛ ama no; deɛ wobɛka biara, mɛyɛ ama wo.” 39 Afei nnipa no nyinaa firii aseɛ twaa Yordan, na ɔhene nso twaeɛ. Ɔhene fee Basilai afono ho,+ na ɔhyiraa no. Ɛnna Basilai san n’akyi kɔɔ ne kurom. 40 Berɛ a ɔhene twa kɔɔ Gilgal+ no, Kimham ne no kɔeɛ, na Yudafoɔ nyinaa ne Israelfoɔ fã nso ne ɔhene kɔeɛ.+
41 Ɛnna Israel mmarima nyinaa baa ɔhene nkyɛn, na wɔbisaa ɔhene sɛ: “Adɛn nti na yɛn nuanom Yuda mmarima no wiaa wo sɛ wɔde ɔhene ne ne fiefoɔ ne Dawid mmarima a wɔka ne ho nyinaa bɛtwa Yordan?”+ 42 Ɛnna Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima sɛ: “Ɛfiri sɛ yɛn na ɔhene no yɛ yɛn busuani.+ Adɛn nti na moama asɛm yi ahyɛ mo abufuo? Yɛadidi ɔhene ho, anaa wakyɛ yɛn biribi?”
43 Nanso Israel mmarima ka kyerɛɛ Yuda mmarima sɛ: “Yɛwɔ kyɛfa du wɔ ahennie no mu, enti Dawid yɛ yɛn hene sene mo. Adɛn nti na moabu yɛn animtia? Ɛnyɛ yɛn na anka ɛsɛ sɛ yɛdi kan kɔfa yɛn hene ba?” Nanso Yuda mmarima ano boroo Israel mmarima so.*
20 Ná ɔbarima tuatefoɔ bi wɔ hɔ a ne din de Saba+ a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Ɔbɔɔ abɛn+ kaa sɛ: “Yɛne Dawid nni hwee yɛ. Yɛrennya hwee mpo mfiri ne hɔ. Ma Yese ba no mfa n’agyapadeɛ.+ Israelfoɔ ee, obiara nkɔ ne nyame nkyɛn!”*+ 2 Ɛbaa saa no, Israel mmarima nyinaa firii Dawid akyi kɔdii Bikri ba Saba akyi;+ Yuda mmarima deɛ, wɔbataa wɔn hene ho, na wɔdii n’akyi firii Yordan ho kɔsii Yerusalem.+
3 Berɛ a Ɔhene Dawid bɛduruu ne fie* wɔ Yerusalem no,+ ɔfaa ne mpenafoɔ* du a ɔgyaa wɔn akyire sɛ wɔnhwɛ fie no,+ na ɔde wɔn guu efie bi mu sɛ nkurɔfoɔ nhwɛ wɔn so, na ɔmaa wɔn aduane daa, nanso ɔne wɔn anna bio.+ Wɔhyɛɛ hɔ kɔsii wɔn wuda, na wɔyɛɛ sɛ akunafoɔ berɛ a wɔn kunu te ase.
4 Afei ɔhene ka kyerɛɛ Amasa+ sɛ: “Kɔfrɛfrɛ Yuda mmarima ma wɔmmɛhyia me nnansa ntam, na wo nso bra bi.” 5 Enti Amasa kɔfrɛfrɛɛ Yudafoɔ bɛhyiaeɛ, nanso berɛ a ɔhene hyɛɛ no no twaam ansa na ɔreba. 6 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abisai+ sɛ: “Anhwɛ a deɛ Bikri ba Saba+ de bɛyɛ yɛn no bɛkyɛn Absalom deɛ no.+ Fa wo wura nkoa na ti no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrennwane nkɔhyɛ nkuro a wɔabɔ ho ban no bi mu.” 7 Enti Yoab mmarima no,+ Keretifoɔ, Peletifoɔ,+ ne akatakyie no nyinaa dii n’akyi, na wɔpue firii Yerusalem kɔtaa Bikri ba Saba so. 8 Berɛ a wɔduruu ɛboɔ kɛseɛ no ho wɔ Gibeon+ no, Amasa+ bɛhyiaa wɔn. Saa berɛ no, na Yoab hyɛ akotaadeɛ de sekan ahyɛ ne bɔha* mu bɔ n’asene. Ɔrebɛn Amasa no, sekan no firi tɔe.
9 Yoab bisaa Amasa sɛ: “Me nua, wo ho yɛ?” Na Yoab de ne nsa nifa sɔɔ Amasa abɔdwesɛ mu te sɛ deɛ ɔrefe n’ano. 10 Amasa adwene ankɔ sekan a ɛwɔ Yoab nsam no so, na Yoab de wɔɔ ne yam,+ na ne nsono tu guu fam. Ɛsiane sɛ na ɔrewu nti, wansan amfa sekan no anwɔ no bio; ɔde wɔɔ no baako pɛ. Ɛnna Yoab ne ne nua Abisai kɔtii Bikri ba Saba.
11 Yoab mmeranteɛ no baako gyinaa ne nkyɛn kaa sɛ: “Obiara a ɔwɔ Yoab afã na ɔgyina Dawid akyi no, ma no nni Yoab akyi!” 12 Saa berɛ no nyinaa, na Amasa da ɛkwan no mfimfini repere wɔ ne mogya mu. Berɛ a aberanteɛ no huu sɛ nnipa no nyinaa duru hɔ a na wɔagyina no, ɔyii Amasa firii kwan no mu kɔtoo wuram na ɔde ntoma kataa ne so, ɛfiri sɛ ɔhuu sɛ obiara duru ne ho a na wagyina. 13 Berɛ a ɔyii no firii kwan no mu ara pɛ, mmarima no nyinaa kɔdii Yoab akyi, na wɔkɔtaa Bikri ba Saba+ so.
14 Saba kɔfaa Israel mmusuakuo nyinaa mu kɔduruu Habel a ɛwɔ Bet-Maaka+ no. Bikrifoɔ nyinaa boaboaa wɔn ho ano, na wɔn nso kɔkaa ne ho.
15 Yoab ne ne mmarima no kɔtwaa* Habel a ɛwɔ Bet-Maaka no ho hyiaeɛ, na wɔkaa Saba hyɛɛ mu. Afei wɔtotoo akoban* twaa kuro no ho hyiaeɛ. Ná wɔagye kuro no ho ban ahyia. Enti mmarima a wɔka Yoab ho nyinaa pempem ɔfasuo no sɛ wɔredwiri agu. 16 Ɛnna ɔbaa nyansafoɔ bi firi kuro no mu teaam sɛ: “Montie, mmarima, montie! Mesrɛ mo, monka nkyerɛ Yoab sɛ, ‘Bra na me ne wo nkasa.’” 17 Enti ɔkɔɔ ɔbaa no nkyɛn, na ɔbaa no bisaa no sɛ: “Wone Yoab anaa?” Na ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ me a.” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Tie w’afenaa asɛm.” Na ɔno nso kaa sɛ: “Meretie.” 18 Ɔbaa no toaa so sɛ: “Tete no, na obiara ka sɛ, ‘Ma wɔnkɔbisa wɔ Habel’; ɛba saa a, na asɛm no atwa. 19 Mekasa ma nnipa a wɔpɛ asomdwoeɛ ne anokwafoɔ a wɔwɔ Israel. Worebɛsɛe kuro a ɛte sɛ ɔbaatan wɔ Israel. Adɛn nti na wopɛ sɛ wosɛe* Yehowa agyapadeɛ?”+ 20 Yoab buaa sɛ: “Ɛmpare me sɛ mɛsɛe kuro yi. 21 Ɛnyɛ saa na asɛm no teɛ koraa; ɛyɛ ɔbarima bi a ɔfiri Efraim mmepɔ so+ a ne din de Saba+ a ɔyɛ Bikri ba na wasɔre* atia Ɔhene Dawid. Sɛ moyi ɔno nko ara ba a, mɛtwe me ho afiri kuro yi ho akɔ.” Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: “Hwɛ! Wɔbɛto ne ti afa ɔfasuo no so abrɛ wo!”
22 Ɛhɔ ara na ɔbaa nyansafoɔ no kɔɔ nkurɔfoɔ no nyinaa nkyɛn, na wɔkɔtwaa Bikri ba Saba ti, na wɔto maa Yoab. Ɛnna ɔno nso bɔɔ abɛn maa obiara firii kuro no ho hweteeɛ; obiara kɔɔ ne fie.+ Yoab deɛ, ɔsan kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem.
23 Yoab na na ɔda Israel asraafoɔ nyinaa ano,+ na Yehoiada+ ba Benaia+ nso na na ɔda Keretifoɔ ne Peletifoɔ ano.+ 24 Adoram+ na ɔhwɛɛ apaafoɔ so; Ahilud ba Yehosafat+ na na ɔyɛ ɔhene krakye. 25 Ná Sewa ne ɔtwerɛfoɔ, ɛnna Sadok+ ne Abiatar+ yɛ asɔfoɔ. 26 Ira a ɔfiri Yair nso bɛyɛɛ Dawid soafoɔ panin.*
21 Dawid berɛ so no, ɛkɔm bi+ ba toaa so mfeɛ mmiɛnsa, enti Dawid kɔbisaa Yehowa anom asɛm. Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Saul ne ne fie adi mogya ho fɔ, ɛfiri sɛ ɔkunkum Gibeonfoɔ.”+ 2 Enti ɔhene frɛɛ Gibeonfoɔ+ no ne wɔn kasaeɛ. (Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na Gibeonfoɔ no nyɛ Israelfoɔ, mmom wɔyɛ Amorifoɔ+ a aka, na Israelfoɔ kaa wɔn ntam sɛ wɔremfa wɔn nsa nka wɔn.+ Nanso na Saul retwe kora ma Israel ne Yuda, enti ɔkunkum wɔn.) 3 Dawid bisaa Gibeonfoɔ no sɛ: “Ɛdeɛn na menyɛ mma mo, na deɛn na memfa mpata mo na ama moahyira Yehowa agyapadeɛ?” 4 Gibeonfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Saul ne ne fie asɛm no nyɛ dwetɛ ne sika asɛm,+ na ɛnni yɛn nsam nso sɛ yɛbɛkum obi wɔ Israel.” Na ɔkaa sɛ: “Deɛ mobɛka biara, mɛyɛ ama mo.” 5 Ɛnna wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ɔbarima a anka ɔretɔre yɛn ase na ɔbɔɔ pɔ sɛ ɔbɛhye yɛn ase na yɛannya baabiara antena wɔ Israel asaase so no,+ 6 ma wɔmfa n’asefoɔ nson mma yɛn. Yɛde wɔn funu bɛsensɛn dua so+ wɔ Yehowa anim wɔ Saul a Yehowa yii no+ no kuro Gibea+ mu.” Ɛnna ɔhene kaa sɛ: “Mede wɔn bɛma mo.”
7 Nanso ntam a Dawid ne Saul ba Yonatan kaa wɔ Yehowa anim nti, ɔhene huu Saul ba Yonatan+ ba Mefiboset+ mmɔbɔ. 8 Enti ɔhene faa Aiya babaa Rispa+ mma mmarima mmienu, Armoni ne Mefiboset a ɔne Saul woo wɔn no, ne Saul babaa Mikal*+ mma mmarima nnum a ɔwoo wɔn maa Adriel+ a ɔyɛ Basilai a ɔfiri Mehola no ba no. 9 Na ɔde wɔn hyɛɛ Gibeonfoɔ no nsa, na wɔn nso sensɛn wɔn funu wɔ bepɔ so wɔ Yehowa anim.+ Wɔkuu nnipa nson no nyinaa da koro. Twaberɛ no da a ɛdi kan, berɛ a wɔfiri aseɛ twa baali* no na wɔkum wɔn. 10 Ɛnna Aiya ba Rispa+ faa awerɛhoɔ ntoma* de sɛɛ botan no so, na wamma wiem nnomaa ammɛsisi wɔn funu no so awia, na anadwo nso, wamma wuram mmoa amma ho. Ɔyɛɛ saa firii twaberɛ mfitiaseɛ kɔsii sɛ nsuo tɔ firii soro bɛguu funu no so.
11 Deɛ Aiya ba Rispa a na ɔyɛ Saul mpena* no yɛeɛ no, wɔkɔka kyerɛɛ Dawid. 12 Enti Dawid kɔgyee Saul nnompe ne ne ba Yonatan nnompe firii Yebes-Gilead mpanimfoɔ*+ hɔ; wɔn na wɔkɔwiaa wɔn firii Bet-San abɔnten so, baabi a Filistifoɔ de wɔn kɔsɛneeɛ, da a Filistifoɔ no kuu Saul wɔ Gilboa+ no. 13 Ɔde Saul nnompe ne ne ba Yonatan nnompe firii hɔ baeɛ; afei wɔkɔsesaa mmarima a wɔkunkum* wɔn no nso nnompe.+ 14 Ɛnna wɔbɛsiee Saul ne ne ba Yonatan nnompe wɔ Benyamin asaase Sela+ so wɔ Saul papa Kis+ asieeɛ. Berɛ a wɔyɛɛ deɛ ɔhene kaa sɛ wɔnyɛ no nyinaa wieeɛ no, Onyankopɔn tiee wɔn sufrɛ, na ɔhuu asaase no mmɔbɔ.+
15 Filistifoɔ no ne Israelfoɔ san bɛkoe.+ Enti Dawid ne ne nkoa no ne Filistifoɔ koe, nanso ɛduruu baabi no, na Dawid abrɛ. 16 Yisbi-Benob a ɔfiri Refaim+ asefoɔ mu no yɛɛ sɛ ɔreku Dawid. Ná ne kɔbere pea mu duro yɛ nnwetɛbena 300,*+ na na sekan a ɔkura no yɛ foforɔ. 17 Ntɛm ara na Seruia ba Abisai+ bɛboaa no,+ na ɔkum Filistini no. Ɛnna Dawid mmarima no kaa no ntam sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wo ne yɛn kɔ ɛko bio!+ Mma Israel kanea nnum!”+
18 Wei akyi no, wɔne Filistifoɔ koo bio+ wɔ Gob. Saa berɛ no, Husani Sibekai+ kum Saf a ɔfiri Refaim+ asefoɔ mu no.
19 Wɔsan ne Filistifoɔ no koo+ wɔ Gob, na Betlehemni Yaare-Oregim ba Elhanan kum Gatni Goliat; ɔno na na ne pea te sɛ ntomanwemfoɔ dua kɛseɛ no.+
20 Ɛko sii bio wɔ Gat; ná ɔbarima tenten kɛseɛ bi wɔ hɔ a ne nsa mmienu no nyinaa wɔ nsateaa 6, na na ne nan mmienu no nyinaa nso wɔ nansoaa 6; ne nyinaa si 24. Ɔno nso, na ɔfiri Refaim asefoɔ mu.+ 21 Ná ɔtwa Israel adapaa daa,+ enti Dawid nua Simea+ ba Yonatan kum no.
22 Nnipa nnan yi yɛ Refaim asefoɔ a wɔfiri Gat, na Dawid ne ne nkoa kunkum wɔn.+
22 Ɛda a Yehowa gyee Dawid firii n’atamfo nyinaa nsam,+ na ɔgyee no firii Saul nsam+ no, saa da no na Dawid kaa dwom+ yi mu nsɛm kyerɛɛ Yehowa. 2 Ɔkaa sɛ:
“Yehowa ne me botan, m’abandenden,+ ne me Gyefoɔ.+
3 Me Nyankopɔn yɛ me botan.+ Ɔno ne me dwankɔbea,
Me kyɛm+ ne me nkwagyeɛ* abɛn,*
me hintabea.*+ Me dwankɔbea,+ me Gyefoɔ;+ wogye me firi awudisɛm mu.
4 Yehowa fata ayeyie paa, na ɔno na mesu frɛ no;
Ɔbɛgye me afiri m’atamfo nsam.
Ɔtee me nne wɔ n’asɔrefie hɔ,
Na me sufrɛ no duruu n’asom.+
8 Ɛnna asaase hinhimiiɛ,na ɛwosoo dendeenden;+
Ɔsoro fapem wosoeɛ,+
Na n’abufuo nti, ɛwosoo biribiri.+
11 Ɔtenaa kerubim so tu baeɛ.+
Na wɔhuu no sɛ ɔte ɔbɔfoɔ ntaban* so.+
13 Hann a ɛfiri n’anim no, emu na nnyasramma firi dɛreeɛ.
20 Ɔde me kɔɔ baabi a bɔne biara renka me;*+
Ɔpɛ m’asɛm nti, ɔgyee me.+
22 Mafa Yehowa akwan so,
Na mennyaa me Nyankopɔn nkɔyɛɛ bɔne.
26 Deɛ ɔyɛ ɔnokwafoɔ no, wo nso wobɛdi no nokorɛ;+
Ɔbarima* a ne ho nni asɛm no, wobɛma no ahu sɛ wo ho nni asɛm;+
27 Deɛ ɔyɛ kronkron no, wo nso wobɛyɛ kronkron ama no,+
Na deɛ ɔyɛ ɔdaadaafoɔ no, wobɛkyerɛ no sɛ w’ani ate kyɛn no.+
Ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔde no ayɛ wɔn dwankɔbea nyinaa.+
32 Hwan na ɔyɛ Onyankopɔn ka Yehowa ho?+
Na hwan na ɔyɛ ɔbotan ka yɛn Nyankopɔn ho?+
35 Ɔkyerɛ me nsa akodie;
Me basa tumi kuntunu kɔbere agyan mu.
38 Mɛti m’atamfo akɔsɛe wɔn;
Merensan kɔsi sɛ mɛtɔre wɔn ase.
43 Mɛyam wɔn muhumuhu sɛ fam mfuturo;
Mɛtiatia wɔn so awɔ wɔn sɛ abɔnten so atɛkyɛ.
44 Me man a wɔkasa tia me no, wobɛgye me afiri wɔn nsam.+
47 Yehowa te ase! Ayeyie nka me Botan no!+
Me nkwagyeɛ botan Nyankopɔn no, ma yɛnkamfo no.+
48 Nokorɛ Nyankopɔn no na ɔtua m’atamfo so ka ma me;+
23 Weinom ne Dawid nsɛm a ɛtwa toɔ:+
“Yese ba Dawid+ nsɛm nie;
Ɔno ne ɔbarima a wɔmaa no so,+
Deɛ Yakob Nyankopɔn sraa no,+
Deɛ ɔtoo nnwom dɛdɛ+ wɔ Israel no.
‘Sɛ deɛ ɔdi adasamma so no yɛ ɔteneneeni,+
Na sɛ ɔdi hene wɔ Onyankopɔn suro mu a,+
4 Ɛte sɛ anɔpa hann, berɛ a awia apue,+
Anɔpa a mununkum nni hɔ.
Ɛte sɛ berɛ a nsuo atɔ awie na awia abɔ
Ama serɛ afifi asaase so.’+
5 Ɛnyɛ saa na me fie teɛ wɔ Onyankopɔn ani so anaa?
Ɛfiri sɛ ɔne me ayɛ daa apam,+
Na watoto ho biribiara ama no agyina.
Sɛdeɛ me nkwagyeɛ ne m’anigyeɛ nyinaa gyina so no,
Ɛnyɛ ɛno nti na ɔbɛma anyini anaa?+
8 Dawid akatakyie no+ din nie: Takemoni Yoseb-Basebet a ɔyɛ mmiɛnsa no so panin.+ Ɔno na ɔgyinaa ne nan so de pea kunkum nnipa 800 da koro. 9 Ahohi aseni Dodo+ ba Eleasar+ na ɔdi hɔ. Ɔka akatakyie mmiɛnsa a na wɔne Dawid nam a wɔkekaa nsɛm de buu Filistifoɔ no animtia no ho. Ná wɔaboaboa wɔn ho ano wɔ hɔ sɛ wɔrebɛdi ako, na berɛ a Israel mmarima san wɔn akyi no, 10 ɔno na ɔsɔre kunkum Filistifoɔ no, na ɛduruu baabi no, sekan a ɔkura no nti, ne nsa yɛɛ no ya na ɛgyeneeɛ.+ Enti saa da no, Yehowa maa wɔdii nkonim* kɛseɛ;+ na asraafoɔ no dii n’akyi yiyii wɔn a wakunkum wɔn no ho nneɛma.
11 Hararini Agee ba Samma na ɔdi hɔ. Na Filistifoɔ no boaboaa wɔn ho ano wɔ Lehi; ná asaase bi da hɔ a asedua ayɛ so ma, na Filistifoɔ no nti, na nkurɔfoɔ no adwane afiri hɔ. 12 Nanso ɔte gyinaa asaase no mfimfini kunkum Filistifoɔ no de bɔɔ asaase no ho ban; Yehowa maa wɔdii nkonim* kɛseɛ.+
13 Atitire 30 no mu mmiɛnsa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Adulam+ bodan no mu twaberɛ, berɛ a na Filistifoɔ asraafoɔ akɔsoɛ Refaim Bɔn+ no mu.* 14 Saa berɛ no, na Dawid wɔ abandenden+ no mu, na na Filistifoɔ awɛmfoɔ dɔm nso wɔ Betlehem. 15 Ɛnna Dawid kaa sɛ: “O menya Betlehem kuro pono ano abura mu nsuo a, anka mɛnom!” 16 Ɛhɔ ara na akatakyie mmiɛnsa no de aniɛden bɔ wuraa Filistifoɔ asoɛeɛ no mu, na wɔkɔsaa Betlehem kuro pono ano abura mu nsuo, na wɔde brɛɛ Dawid. Nanso wannom, na mmom ɔhwie guu fam maa Yehowa.+ 17 Na ɔkaa sɛ: “O Yehowa, ɛmpare me sɛ mɛyɛ saa! Mmarima a wɔde wɔn nkwa* too wɔn nsam yi mogya na mennom anaa?”+ Enti wannom. Wei ne deɛ n’akatakyie mmiɛnsa no yɛeɛ.
18 Seruia+ ba Yoab nua Abisai+ nso, na ɔyɛ mmiɛnsa foforɔ so panin. Ɔno na ɔgyinaa ne nan so de pea kunkum nnipa 300; ná wagye din te sɛ mmiɛnsa no.+ 19 Mmarima mmiɛnsa no mu no, ɔno na na wagye din kɛse, na na ɔno ne wɔn so panin, nanso wanto mmiɛnsa a wɔdi kan no.
20 Yehoiada ba Benaia+ yɛ kokoɔdurofoɔ* a ɔyɛɛ nneɛma pii wɔ Kabseel.+ Ɔkum Moabni Ariel mma mmarima mmienu no, na da bi a na sukyerɛmma atɔ nso, ɔsiane kɔɔ abura mu kɔkum gyata bi.+ 21 Ɔno ara nso na ɔkɔkum Egyptni brane bi no. Ná Egyptni no kura pea, nanso ɔde abaa kɔɔ Egyptni no so kɔhwim pea no firii ne nsam, na ɔde pea no kum no. 22 Saa nneɛma yi na Yehoiada ba Benaia yɛeɛ, na ɔgyee din te sɛ akatakyie mmiɛnsa no. 23 Ná wagye din sene aduasa no mpo, nanso wanto mmiɛnsa a wɔdi kan no. Ne nyinaa akyi, Dawid de no sii n’awɛmfoɔ so panin.
24 Ná Yoab nua Asahel+ ka aduasa no ho; wɔn a wɔka ho ne Betlehemni+ Dodo ba Elhanan, 25 Harodni Samma, Harodni Elika, 26 Paltini Heles,+ Tekoani Ikes ba Ira,+ 27 Anatotni+ Abiesar,+ Husani Mebunai, 28 Ahohini Salmon, Netofani Maharai,+ 29 Netofani Baanah ba Heleb, Ribai ba Yitai a ɔfiri Benyaminfoɔ kuro Gibea mu, 30 Piratonni Benaia,+ Hidai a ɔfiri Gaase+ subɔn no mpɔtamu hɔ, 31 Arbatni Abi-Albon, Bahurimni Asmawet, 32 Saalbonni Eliaba, Yasen mma, Yonatan, 33 Hararini Samma, Hararini Sarar ba Ahiam, 34 Maakatni ba Ahasbai ba Elifelet, Giloni Ahitofel+ ba Eliam, 35 Karmelni Hesro, Arabiani Paarai, 36 Natan a ɔfiri Soba ba Yigal, Gadni Bani, 37 Ammonni Selek, Beerotni Naharai a na ɔkura Seruia ba Yoab akodeɛ, 38 Yitrini+ Ira, Yitrini Gareb, 39 ne Hitini Uria.+ Wɔn nyinaa si 37.
24 Yehowa bo fuu Israel bio,+ ɛfiri sɛ obi piapiaa Dawid sɛ: “Kɔ na kɔkan+ Israel ne Yuda.”+ 2 Enti ɔhene ka kyerɛɛ asraafoɔ so panin Yoab+ a ɔka ne ho no sɛ: “Mesrɛ wo, kɔkyinkyini Israel mmusuakuo nyinaa mu firi Dan kɔsi Beer-Seba,+ na monkan ɔman no, na mommɛka ɔman no dodoɔ nkyerɛ me.” 3 Ɛnna Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ma Yehowa wo Nyankopɔn mma ɔman no mmu mmɔ ho 100, na me wura ɔhene mfa n’ani nhunu. Adɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ ɔyɛ saa?”
4 Nanso, ɔhene asɛm bunkam Yoab ne asahene no deɛ so. Enti Yoab ne asahene no firii ɔhene anim kɔeɛ, na wɔkɔkan Israel man no.+ 5 Wɔkɔtwaa Yordan, na wɔsoɛɛ Aroer+ wɔ kuro a ɛda bɔn mu no nifa so,* ɛnna wɔde wɔn ani kyerɛɛ Gadfoɔ asaase so kɔɔ Yaser.+ 6 Afei wɔkɔɔ Gilead+ ne Tatim-Hodsi asaase so, na wɔtoaa so kɔduruu Dan-Yaan, na wɔtwaam kɔɔ Sidon.+ 7 Ɛnna wɔkɔɔ Tiro,+ kuro a wɔabɔ ho ban no ne Hiwifoɔ+ ne Kaananfoɔ nkuro nyinaa mu, na wɔkɔwiee wɔ Negeb+ kuro Beer-Seba+ a ɛwɔ Yuda asaase so no mu. 8 Enti wɔkyinkyinii asaase no nyinaa so, na abosome nkron ne nnafua 20 akyi no, wɔsan baa Yerusalem. 9 Afei Yoab de nnipa a wɔkan wɔn no dodoɔ brɛɛ ɔhene; wɔnyaa Israel mmarima akantinka a wɔde sekan kɔ ɛko 800,000, na Yuda nso, wɔnyaa mmarima 500,000.+
10 Berɛ a Dawid kan ɔman no wieeɛ no, n’akoma buu no fɔ.*+ Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Adeɛ a mayɛ yi deɛ, mayɛ bɔne+ kɛseɛ. Na afei Yehowa, mepa wo kyɛw, fa w’akoa bɔne kyɛ no,+ na madi nkwaseasɛm paa.”+ 11 Berɛ a Dawid sɔree anɔpa no, Yehowa ka kyerɛɛ odiyifoɔ Gad+ a ɔyɛ ɔdehunufoɔ ma Dawid no sɛ: 12 “Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Mede nneɛma mmiɛnsa resi w’anim. Yi mu baako na memfa nyɛ wo.”’”+ 13 Ɛnna Gad baa Dawid anim bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Memfa ɛkɔm mmra w’asaase so mfeɛ nson?+ Anaa memma w’atamfo ntaa wo so na dwane firi wɔn anim abosome mmiɛnsa?+ Anaa memma nsanyareɛ a ɛdi awuo mmra w’asaase so nnansa?+ Afei dwene ho yie na ma me mmuaeɛ nkɔma deɛ ɔsomaa me no.” 14 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: “Asɛm yi ama maboto paa. Mesrɛ wo, mma onipa nntwe yɛn aso,*+ ma Yehowa mmom ntwe m’aso,+ ɛfiri sɛ ne mmɔborɔhunu dɔɔso.”+
15 Enti Yehowa de nsanyareɛ a ɛdi awuo baa Israel so+ firi anɔpa no kɔsii berɛ a ɔhyɛeɛ no, na ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba,+ nnipa 70,000 wuwuiɛ.+ 16 Berɛ a ɔbɔfoɔ no de ne nsa kyerɛɛ Yerusalem so sɛ ɔrekɔkunkum ɛhɔfoɔ no, mmusuo a ɛreba no yɛɛ Yehowa mmɔbɔ,*+ enti ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔrekunkum nnipa no sɛ: “Ayɛ yie! Fa wo nsa to hɔ.” Saa berɛ no, na Yehowa bɔfoɔ no gyina Yebusini+ Arauna+ ayuporobea no nkyɛn.
17 Berɛ a Dawid huu ɔbɔfoɔ a ɔrekunkum nnipa no, ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Me na mafom na mayɛ bɔne; nnwan+ yi deɛ, ɛdeɛn na wɔayɛ? Mesrɛ wo, me mmom na tene wo nsa wɔ me so; me ne me papa fie.”+
18 Enti Gad baa Dawid nkyɛn saa da no bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ na kɔsi afɔrebukyia wɔ hɔ ma Yehowa.”+ 19 Enti Dawid tiee asɛm a Yehowa nam Gad so kaeɛ no, na ɔkɔeɛ. 20 Berɛ a Arauna maa n’ani so huu ɔhene ne ne nkoa sɛ wɔreba ne nkyɛn no, ntɛm ara na Arauna firii hɔ de n’anim kɔbutuu fam wɔ ɔhene anim. 21 Arauna bisaa sɛ: “Ɛdeɛn na ɛde me wura ɔhene aba n’akoa nkyɛn yi?” Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Maba sɛ merebɛtɔ ayuporobea yi afiri wo hɔ na masi afɔrebukyia wɔ ha ama Yehowa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mmusuo no bɛfiri ɔman no so.”+ 22 Ɛnna Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ma me wura ɔhene mfa, na ɔmmɔ afɔreɛ biara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ* wɔ so. Hwɛ, anantwie a wode bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne ayuoporo adeɛ ne anantwie no ho nneɛma a wode bɛsɔ gya nie. 23 O ɔhene, nneɛma yi nyinaa Arauna de ma ɔhene.” Ɛnna Arauna ka kyerɛɛ ɔhene bio sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn nhyira wo.”
24 Nanso ɔhene ka kyerɛɛ Arauna sɛ: “Daabi, mɛtɔ atua ka, na meremmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma Yehowa a merentua hwee.” Enti Dawid tɔɔ ayuporobea no ne anantwie no tuaa nnwetɛbena* 50.+ 25 Ɛnna Dawid sii afɔrebukyia+ wɔ hɔ maa Yehowa, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ wɔ so. Na Yehowa tiee ne sufrɛ, na ɔhuu asaase no mmɔbɔ+ maa mmusuo no firii Israel so.
Anaa “kɔkunkum Amalekfoɔ.”
Anaa “me kra da so wɔ me mu.”
Anaa “wɔdii mmuada.”
Anaa “kwadwom.”
Anaa “wɔn a wɔntwaa wɔn dua.”
Anaa “na wɔn ho yɛ ahomeka.”
Nt., “Nna dodoɔ.”
Anaa “wɔnni aperepereɛ.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔnante faa Bitron.”
Tete mmerɛ mu no, na ɛyɛ ɔbaa a ɔtɔ awareɛ so, kyerɛ sɛ, ɔbaa a obi aware no aka ne yere ho.
Nt., “na hwɛ, me nsa bɛka wo ho.”
Anaa “mede Filistifoɔ mmarima 100 dua ano wedeɛ baeɛ.”
Anaa “wo kra pɛ.”
Nt., “Asahel mogya.”
Hebri kasa mu no, ɛkyerɛ ɔbarima a yareɛ ama biribi sene firi ne dua mu ba.
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛfa ɔbarima a ɔyɛ apakye a mmaa nnwuma na ɔyɛ ho.
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn.”
Nt., “bɔne mma.”
Anaa “awerɛhoɔdie paanoo.”
Nt., “Saul ba no.”
Nt., “ne nsam goe.”
Anaa “apakye.”
Anaa “ɔrehwehwɛ wo kra.”
Anaa “ɔgyee me kra.”
Anaa “mogya korɔ.”
Nt., “de wɔn kɔ na wode wɔn ba.”
Anaa “Dawid kra kyiri wɔn.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔfrɛɛ hɔ.”
Anaa “Milo.” Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “hyɛ no ma.”
Anaa “ahemfie.”
Tete mmerɛ mu no, na wɔyɛ mmaa a wɔtɔ awareɛ so, kyerɛ sɛ, mmaa a nkurɔfoɔ aware wɔn aka wɔn yere ho.
Anaa “Asaasetraa no so.”
Ɛkyerɛ, “Mmu-fa-soɔ Hene.”
Anaa “Asaasetraa no so.”
Edin “baka” no firi Hebri kasa mu, na wɔnnim dua korɔ pɔtee.
Wɔfrɛ hɔ “Gibeon” wɔ 1Be 14:16.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “kerubim ntam.”
Hebri asɛmfua no kyerɛ nnadeɛ ntraantraa mmienu a wɔde bɔ nnwom. Wɔde bom a, ɛgyegye kyan-kyan.
Wɔfrɛ hɔ “Kidon” wɔ 1Be 13:9.
Anaa “ɛhaa Dawid.”
Ɛkyerɛ, “Abufuo a Ɛpae Guu Ussa So.”
Ɛyɛ ataadeɛ bi a na asɔfoɔ hyɛ gu wɔn ntaadeɛ so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛyɛ aduaba bi a ɛwɔ Palestina a ɛte sɛ adɔbɛ.
Anaa “n’ahemfie.”
Nt., “menante kɔ.”
Nt., “Israel mma.”
Nt., “mɛtwa.”
Anaa “adehyeɛ abusua.”
Nt., “w’aba.”
Nt., “deɛ ɔbɛfiri w’asene mu aba.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Adam asefoɔ.”
Anaa “mmara.”
Anaa “sɛdeɛ wo pɛ teɛ.”
Anaa “adehyeɛ abusua.”
Anaa “asi ne bo.”
Anaa “Yehowa gyee no.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Tou wɔ 1Be 18:9, 10 no.
Anaa “Yehowa gyee no.”
Nt., “asɔfoɔ.”
Anaa “apakye.”
Nt., “wobɛdi paanoo.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “me.”
Anaa “wɔn ho abɔn Dawid.”
Anaa “asraafoɔ a wɔnam fam.”
Anaa “mmarima a wɔfiri Tob.”
Anaa “mmarima a wɔfiri Tob.”
Kyerɛ sɛ, Eufrate.
Kyerɛ sɛ, berɛ a nneɛma fefɛ.
Anaa “awia rekɔ anwummerɛ mu hɔ no.”
Anaa “ɔhene fie.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Amiel wɔ 1Be 3:5 no.
Ɛbɛyɛ sɛ na wayɛ bra awie.
Nt., “kɔhohoro wo nan ho.”
Anaa “ɔhene kyɛfa,” kyerɛ sɛ kyɛfa a obi de kɔma ne hɔhoɔ a ɔbu no.
Anaa “wo kra.”
Anaa “Ɔsuu.”
Anaa “odwan bedeɛ.”
Anaa “dii mmuada.”
Anaa “n’ahemfie.”
Ɛfiri Hebri asɛmfua bi mu; ɛkyerɛ “Asomdwoeɛ.”
Ɛkyerɛ, “Yah Dɔfo.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ baabi a kuro no mufoɔ nya nsuo.
Nt., “me na wɔde me din bɛto kuro no so.”
Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “awerɛkyekyerɛ paanoo.”
Nt., “keeki a wɔabɔ no sɛ akoma.”
Anaa “awerɛkyekyerɛ paanoo.”
Anaa “awerɛkyekyerɛ paanoo.”
Anaa “ataadeɛ a wɔanwene nneɛma wom.”
Nt., “mmfa n’akoma nnkɔ so.”
Anaa “na wakyekye ne werɛ.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “kyerɛɛ no deɛ ɔkɔ a ɔnka.”
Anaa “kra.”
Kyerɛ sɛ, anidasoɔ biara a ɛwɔ hɔ sɛ ɔbɛnya asefoɔ.
Nt., “ne nkaefoɔ.”
Anaa “mogya ho werɛdifoɔ.”
Anaa “kra.”
Anaa “wo kra te ase.”
Anaa “deɛ me wura ɔhene aka no, obiara rentumi nnane mfiri ho nkɔ nifa anaa benkum.”
Bɛyɛ kilo. 2.3. Hwɛ Nkh. B14.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ nkariboɔ bi a na wɔde kari adeɛ wɔ ahemfie anaasɛ “ahemfie” dwetɛbena a ɛyɛ soronko wɔ dwetɛbena a obiara nim no ho.
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Mfeɛ 40.”
Anaa “me nso mɛsom.” Nt., “mede ɔsom kronn bɛma.”
Kyerɛ sɛ, nkurɔfoɔ a wɔsoma wɔn kodɛɛ ma wɔkɔhwɛ sɛdeɛ baabi teɛ na wɔbɛka.
Ɛkyerɛ pɔ bɔne a nkurɔfoɔ bɔ wɔ obi ho.
Tete mmerɛ mu no, na wɔyɛ mmaa a wɔtɔ awareɛ so, kyerɛ sɛ, mmaa a nkurɔfoɔ aware wɔn aka wɔn yere ho.
Anaa “ahemfie.”
Anaa “wɔretwam wɔ ne nkyɛn.”
Anaa “wɔn mu biara twaam wɔ ɔhene anim.”
Anaa “Ngo Bepɔ.”
Anaa “agyinatuo.”
Anaa “Husai a Dawid ne no ka atirimusɛm no.”
Ɛyɛ aduaba bi a ɛwɔ Palestina a ɛte sɛ adɔbɛ.
Anaa “banana.”
Anaa “ɔbarima a ɔdi mogya ho fɔ!”
Anaa “ɔbarima a ɔdi mogya ho fɔ.”
Anaa “me kra.”
Anaa “Arkini Husai a Dawid ne no ka atirimusɛm.”
Tete mmerɛ mu no, na wɔyɛ mmaa a wɔtɔ awareɛ so, kyerɛ sɛ, mmaa a nkurɔfoɔ aware wɔn aka wɔn yere ho.
Anaa “ahemfie.”
Anaa “Ahitofel afotuo te sɛ deɛ obi akɔ nokorɛ Nyankopɔn no nkyɛn akɔbisa biribi.”
Anaa “ne nsa mmienu nyinaa mu ago.”
Anaa “wɔn kra ani abere.”
Anaa “amena; abɔn.”
Anaa “ɔhyɛ ma.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “asaase pradadaa so.”
Nt., “wɔbɛmemene.”
Anaa “ɔhyɛɛ ne ho akɔmfo.”
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Nt., “nufosuo a ada.”
Nt., “wɔremfa wɔn akoma nsi yɛn so.”
Nt., “ɔsoro ne asaase ntam.”
Anaa “bɛlt.”
Nt., “wokari nnwetɛbena 1,000 mpo gu me nsam a.”
Anaa “meyɛɛ ne kra bɔne a.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “bɛmma; pea.” Nt., “nnadeɛ.”
Anaa “Asaasetraa so.”
Nt., “wɔmaa wɔn nsa so.”
Nt., “wo somfoɔ.”
Anaa “nkwagyeɛ.”
Anaa “kra.”
Tete mmerɛ mu no, na wɔyɛ mmaa a wɔtɔ awareɛ so, kyerɛ sɛ, mmaa a nkurɔfoɔ aware wɔn aka wɔn yere ho.
Anaa “kra.”
Nt., “fa dwodwo wɔn bo.”
Anaa “yɛyɛ mogya korɔ.”
Nt., “ɔdanee.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔfaa.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Berɛ a ɔfirii.”
Nt., “Me mfeɛ nna.”
Anaa “Yuda mmarima ano yɛɛ den senee Israel mmarima.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “obiara nkɔ ne ntomadan mu!”
Anaa “n’ahemfie.”
Tete mmerɛ mu no, na wɔyɛ mmaa a wɔtɔ awareɛ so, kyerɛ sɛ, mmaa a nkurɔfoɔ aware wɔn aka wɔn yere ho.
Ɛyɛ biribi a wɔde sekan hyɛ mu. Aboa nwoma na wɔtaa de yɛ.
Nt., “Wɔkɔtwaa.”
Esie anaa fasuo a wɔgyina so ko anaa wɔde bɔ kuro ho ban.
Nt., “womene.”
Nt. “wama ne nsa so.”
Nt., “sɔfoɔ.”
Ɛbɛtumi nso ayɛ, “Merab.”
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛte sɛ ɛmo.
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Tete mmerɛ mu no, na ɛyɛ ɔbaa a ɔtɔ awareɛ so, kyerɛ sɛ, ɔbaa a obi aware no aka ne yere ho.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nsaasewuranom.”
Anaa “wɔsensɛn.”
Bɛyɛ kilo. 3.42. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “me gyefoɔ a ne ho yɛ den.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “m’abantenten.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “mframa ntaban.”
Anaa “mframa a ɛfiri ne hwene mu.”
Anaa “baabi a ɛhɔ trɛ.”
Nt., “Me nsa a ɛho te.”
Nt., “Ɔbarima kantinka.”
Anaa “Me nankɔn.”
Anaa “Wobɛma m’atamfo adane wɔn akyi ama me.”
Nt., “mɛma wɔaka wɔn ano atom.”
Nt., “Sɛ aso te a, wɔbɛyɛ ɔsetie ama me.”
Anaa “bɛkusa.”
Anaa “mɛbɔ nnwom.”
Anaa “Nkonim akɛseɛ na ɔdi.”
Nt., “n’aba.”
Anaa “nkyɛkyerɛ.”
Anaa “wɔnyaa nkwagyeɛ.”
Anaa “wɔnyaa nkwagyeɛ.”
Anaa “Asaasetraa no so.”
Anaa “wɔn kra.”
Nt., “ɔbarima ba.”
Anaa “anaafoɔ.”
Anaa “n’ahonim buu no fɔ.”
Anaa “mma mennhwe onipa nsam.”
Anaa “awerɛho.”
Nt., “ɛyɛ wɔ n’ani so.”
Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.