Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt Esra 1:1-10:44
  • Esra

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Esra
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Esra

ESRA

1 Persia hene Kores+ afe a ɛdi kan mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia so kaeɛ no+ bɛba mu nti, Yehowa kanyan Persia hene Kores* maa no bɔɔ dawuro wɔ n’ahennie nyinaa mu, na ɔsan twerɛɛ+ sɛ:

2 “Sɛdeɛ Persia hene Kores seɛ nie, ‘Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn no, de asaase so ahennie nyinaa ama me,+ na waka akyerɛ me sɛ mensi fie mma no wɔ Yerusalem+ a ɛwɔ Yuda. 3 Obiara a ɔka mo ho a ɔsom no no, ne Nyankopɔn nni n’akyi. Ma no mforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na ɔnsan nkɔsi Yehowa, Israel Nyankopɔn fie a na ɛwɔ Yerusalem no.* Ɔno ne nokorɛ Nyankopɔn no. 4 Obiara a ɔte baabiara sɛ ɔhɔhoɔ+ no, ma ɛhɔfoɔ mma no dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ahodeɛ, ne nyɛmmoa; afei wɔmfa ayamyɛ afɔrebɔdeɛ biara a wɔwɔ mma no, na ɔmfa nkɔboa nokorɛ Nyankopɔn no fie+ wɔ Yerusalem.’”

5 Ɛnna Yuda ne Benyamin agyanom mmusua mu mpanimfoɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ, wɔn a nokorɛ Nyankopɔn no kanyan wɔn* nyinaa, yɛɛ ahoboa sɛ wɔresan akɔsi Yehowa fie a na ɛwɔ Yerusalem no. 6 Wɔn a wɔte bɛn wɔn nyinaa de dwetɛ ne sika kɔkɔɔ nneɛma, ahodeɛ, ne nyɛmmoa ne nneɛma foforɔ a ne boɔ yɛ den brɛɛ wɔn. Ɛno da nkyɛn a, wɔde ayamyɛ afɔrebɔdeɛ nso kɔɔ sɛ wɔmfa nkɔboa Onyankopɔn fie no.

7 Bio nso, Ɔhene Kores de Yehowa fie nneɛma a Nebukadnesar kɔsesa firii Yerusalem de kɔguu ne nyame fie no bae.+ 8 Afei Persia hene Kores de hyɛɛ sika sohwɛfoɔ Mitredat nsa, na ɔkan ne nyinaa twerɛ de maa Yuda abusuapanin Sesbasar.*+

9 Nneɛma no dodoɔ nie: sika kɔkɔɔ nneɛma* 30, dwetɛ nneɛma* 1,000, nneɛma foforɔ 29, 10 sika kɔkɔɔ nkyɛnsee nketewa 30, dwetɛ nkyɛnsee nketewa 410, ne nneɛma a ɛkeka ho 1,000. 11 Sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma no nyinaa si 5,400. Berɛ a Sesbasar ne nnipa a wɔde wɔn kɔɔ Babilon no resan aba+ Yerusalem no, saa nneɛma yi na ɔde baeɛ.

2 Nnipa a wɔfiri ɔmantam no mu a Babilon hene Nebukadnesar faa wɔn kɔɔ Babilon no,+ weinom na akyire yi wɔsan baa Yerusalem ne Yuda maa obiara kɔɔ ne kurom;+ 2 wɔn na wɔne Serubabel,+ Yesua,+ Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum, ne Baanah baeɛ.

Israel mmarima no dodoɔ nie:+ 3 Paros mma, 2,172; 4 Sefatia mma, 372; 5 Arah+ mma, 775; 6 Pahat-Moab+ mma Yesua ne Yoab fie, 2,812; 7 Elam+ mma, 1,254; 8 Satu+ mma, 945; 9 Sakai mma, 760; 10 Bani mma, 642; 11 Bebai mma, 623; 12 Asgad mma, 1,222; 13 Adonikam mma, 666; 14 Bigwai mma, 2,056; 15 Adin mma, 454; 16 Hesekia aseni Ater mma, 98; 17 Bisai mma, 323; 18 Yora mma, 112; 19 Hasum+ mma, 223; 20 Giba mma, 95; 21 Betlehem mmarima, 123; 22 Netofa mmarima, 56; 23 Anatot+ mmarima, 128; 24 Asmawet mma, 42; 25 Kiriat-Yearim ne Kefira ne Beerot mmarima, 743; 26 Rama+ ne Geba+ mmarima, 621; 27 Mikmas mmarima, 122; 28 Betel ne Ai+ mmarima, 223; 29 Nebo+ mmarima, 52; 30 Magbis mmarima, 156; 31 Elam foforɔ bi mma, 1,254; 32 Harim mma, 320; 33 Lod ne Hadid ne Ono mmarima, 725; 34 Yeriko mmarima, 345; 35 Senaa mmarima, 3,630.

36 Asɔfoɔ no+ nie: Yedaia+ a ɔfiri Yesua+ fie mma, 973; 37 Imer+ mma, 1,052; 38 Pasur+ mma, 1,247; 39 Harim+ mma, 1,017.

40 Lewifoɔ no+ nie: Hodawia asefoɔ Yesua ne Kadmiel+ mma, 74. 41 Nnwontofoɔ no+ nie: Asaf+ mma, 128. 42 Apono ano ahwɛfoɔ mma no+ nie: Salum mma, Ater mma, Talmon+ mma, Akub+ mma, Hatita mma, ne Sobai mma; wɔn nyinaa dodoɔ yɛ 139.

43 Asɔrefie asomfoɔ*+ nie: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma, 44 Keros mma, Siaha mma, Padon mma, 45 Lebana mma, Hagaba mma, Akub mma, 46 Hagab mma, Salmai mma, Hanan mma, 47 Gidel mma, Gahar mma, Reaia mma, 48 Resin mma, Nekoda mma, Gasam mma, 49 Usa mma, Pasea mma, Besai mma, 50 Asna mma, Meunim mma, Nefusim mma; 51 Bakbuk mma, Hakufa mma, Harhur mma, 52 Baslut mma, Mehida mma, Harsa mma, 53 Barkos mma, Sisera mma, Temah mma, 54 Nesia mma, ne Hatifa mma.

55 Solomon nkoa no mma nie: Sotai mma, Soferet mma, Peruda mma,+ 56 Yaala mma, Darkon mma, Gidel mma, 57 Sefatia mma, Hatil mma, Pokeret-Hasebaim mma, ne Ami mma.

58 Asɔrefie asomfoɔ* ne Solomon nkoa no mma nyinaa dodoɔ yɛ 392.

59 Weinom nso na wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adon, ne Imer san baeɛ a wɔantumi ankyerɛ sɛ wɔyɛ Israelfoɔ anaa wɔnyɛ bi, ɛfiri sɛ wɔantumi ankyerɛ wɔn agyanom fie ne mmusua a wɔfiri mu:+ 60 Delaia mma, Tobia mma, Nekoda mma, 652. 61 Wɔn mu asɔfoɔ mma nie: Habaia mma, Hakos+ mma, Basilai mma; ɔno na ɔwaree Gileadni Basilai+ mma mmaa no baako na ɔfaa wɔn din no. 62 Wɔn nyinaa hwehwɛɛ twerɛtohɔ mu de pɛɛ mmusua a wɔfiri mu nanso wɔanhunu. Enti wɔbuu wɔn sɛ wɔmfata sɛ wɔyɛ asɔfoɔ.*+ 63 Amrado* no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔrentumi nni ade kronkron paa+ no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi bɛma Urim ne Tumim*+ akyerɛ.

64 Nnipa no nyinaa dodoɔ si 42,360,+ 65 wɔn nkoa ne wɔn mfenaa nka ho; wɔn nso dodoɔ yɛ 7,337; afei nso, na wɔwɔ mmarima ne mmaa nnwontofoɔ 200. 66 Ná wɔn apɔnkɔ yɛ 736, na wɔn mfunumupɔnkɔ yɛ 245; 67 wɔn yoma, 435; wɔn mfunumu, 6,720.

68 Berɛ a wɔbɛduruu Yehowa fie wɔ Yerusalem no, agyanom mmusua mu mpanimfoɔ no binom de ayamyɛ afɔreɛ+ baa sɛ wɔmfa nsi nokorɛ Nyankopɔn fie no nsi ne siberɛ.+ 69 Wɔyɛɛ deɛ wɔn ahoɔden bɛtumi de sika kɔkɔɔ drakma* 61,000, dwetɛ mmɛnnaa* 5,000 baa sɛ wɔmfa mmoa adwuma no,+ ne asɔfotaadeɛ 100 sɛ wɔmfa mma asɔfoɔ no. 70 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nnipa no mu binom ne nnwontofoɔ no ne apono ano ahwɛfoɔ ne asɔrefie asomfoɔ* no bɛtenatenaa wɔn nkuro mu, na Israelfoɔ a aka nyinaa* tenatenaa wɔn nkuro mu.+

3 Berɛ a bosome a ɛtɔ so nson no+ duruiɛ a Israelfoɔ tete wɔn nkuro mu no, ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ho ano yɛɛ baako baa Yerusalem. 2 Yehosadak ba Yesua+ ne ne nuanom asɔfoɔ no ne Sealtiel+ ba Serubabel+ ne ne nuanom sɔre kɔsii Israel Nyankopɔn afɔrebukyia no. Ná wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so sɛdeɛ wɔatwerɛ no nokorɛ Nyankopɔn nipa Mose Mmara+ mu no.

3 Enti wɔsii afɔrebukyia no sii ne siberɛ, ɛmfa ho sɛ na wɔsuro nkurɔfoɔ a wɔtete nsaase a ɛbembɛn hɔ so no.+ Daa na wɔbɔ anɔpa ne anwummerɛ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ so ma Yehowa.+ 4 Afei wɔdii Apata* Afahyɛ no sɛdeɛ wɔatwerɛ no,+ na da biara na wɔbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ dodoɔ a mmara no kyerɛ sɛ wɔmmɔ no.+ 5 Ɛno akyi no, wɔbɔɔ daa ɔhyeɛ afɔreɛ,+ abosome foforɔ afɔreɛ,+ ne Yehowa afahyɛ kronkron afɔreɛ,+ na obiara nso a ɔde ayamyɛ afɔrebɔdeɛ+ brɛɛ Yehowa no, wɔde bɔɔ afɔreɛ maa no. 6 Bosome a ɛtɔ so nson no+ da a ɛdi kan no, wɔfirii aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ maa Yehowa, berɛ mpo a na wɔnnya ntoo Yehowa asɔrefie no fapem no.

7 Wɔde sika maa abopaefoɔ+ ne adwumfoɔ,+ na wɔde nnuane ne anonneɛ ne ngo maa Sidonfoɔ ne Tirofoɔ sɛ wɔnkɔfa sida nnua mfa po so mfiri Lebanon nkɔ Yopa+ sɛdeɛ Persia hene Kores ama wɔn kwan no.+

8 Berɛ a wɔbaa nokorɛ Nyankopɔn no fie wɔ Yerusalem no, n’afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛtɔ so mmienu no, Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba Yesua ne wɔn nuanom a aka, asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne wɔn a na wɔakɔdi obi man so a wɔasan aba Yerusalem no nyinaa+ firii adwuma no ase; wɔde Lewifoɔ a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ no sisii Yehowa fie adwuma no so. 9 Yesua ne ne mma ne ne nuanom, ne Kadmiel ne ne mma ne Yuda mma no boom sɛ kuo baako hwɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no fie adwumayɛfoɔ no so; ná Henadad mma+ ne wɔn nso mma ne wɔn nuanom, Lewifoɔ no ka wɔn ho.

10 Berɛ a adansifoɔ no too Yehowa asɔrefie no fapem wieeɛ no,+ asɔfoɔ a wɔhyehyɛ asɔfotaadeɛ kurakura ntorobɛnto,+ ne Lewifoɔ, Asaf mma, a wɔkurakura nnawuro* no sɔre yii Yehowa ayɛ, sɛdeɛ Israel hene Dawid kyerɛeɛ no.+ 11 Wɔde nnwontoɔ daa Yehowa ase yii no ayɛ; obiara gyee ne yɔnko so+ sɛ: “Ɔyɛ na ɔdɔ a ɔwɔ ma Israel no nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”+ Ɛnna ɔman no nyinaa nso de osebɔ kɛseɛ yii Yehowa ayɛ, ɛsiane Yehowa fie no fapem a wɔato nti. 12 Asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne agyanom mmusua mu mpanimfoɔ no, wɔn mu pii a wɔanyinyini a wɔhunuu kane fie no+ memaa wɔn nne so sui berɛ a wɔtoo efie yi fapem wɔ wɔn anim no. Nnipa pii nso bɔɔ ose dendeenden.+ 13 Ɛno nti ɔman no anhunu osebɔ gyegyeegye ne esu gyegyeegye no mu nsonsonoeɛ, ɛfiri sɛ na ɔman no reyɛ dede kɛse, na wɔtee no akyirikyiri.

4 Berɛ a Yuda ne Benyamin atamfo+ tee sɛ wɔn a wɔkɔdii obi man so a wɔasan aba no+ resi asɔrefie ama Yehowa, Israel Nyankopɔn no, 2 ntɛm ara na wɔkɔɔ Serubabel ne agyanom mmusua mu mpanimfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yɛne mo nsi dan no, ɛfiri sɛ yɛsom mo Nyankopɔn*+ te sɛ mo ara, na ɛfiri Asiria hene Esar-Haddon+ a ɔde yɛn baa ha no+ berɛ so na yɛabɔ afɔreɛ ama no.” 3 Nanso Serubabel ne Yesua ne Israel agyanom mmusua mu mpanimfoɔ a aka no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛne mo nni hwee yɛ wɔ yɛn Nyankopɔn dan a yɛresi no mu,+ yɛn nko ara yɛbɛsi ama Yehowa, Israel Nyankopɔn no, sɛdeɛ Persia hene Kores ama yɛn ahyɛdeɛ no.”+

4 Ɛfiri saa berɛ no, daa na asaase no sofoɔ bu Yudafoɔ no abam* na wɔtu wɔn akoma wɔ ɛdan no sie ho.+ 5 Wɔbɔɔ afotufoɔ paa sɛ wɔnsɛe Yudafoɔ no agyinatuo+ wɔ Persia hene Kores nna nyinaa mu, na wɔkɔɔ so ara yɛɛ saa kɔsii Persia hene Dario+ berɛ so. 6 Ahasweros ahennie no mfitiaseɛ no, wɔtwerɛɛ krataa de bɔɔ wɔn a wɔtete Yuda ne Yerusalem soboɔ. 7 Persia hene Artasasta berɛ so nso, Bislam, Mitredat, Tabeel, ne ne mfɛfoɔ twerɛɛ krataa kɔmaa Ɔhene Artasasta; wɔkyerɛɛ aseɛ kɔɔ Aram kasa+ mu; wɔde Aram ntwerɛdeɛ na ɛtwerɛeɛ.*

8 * Ɔhene soafoɔ panin Rehum ne ɔtwerɛfoɔ Simsai twerɛɛ krataa kɔmaa Ɔhene Artasasta de bɔɔ Yerusalemfoɔ soboɔ. 9 (Wɔn a wɔka ho nie: Ɔhene soafoɔ panin Rehum ne ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ a aka no ne atemmufoɔ, amansini asoafoɔ, atwerɛfoɔ, wɔn a wɔfiri Erek,+ Babilonia, ne Susa,+ kyerɛ sɛ, Elamfoɔ.+ 10 Ebi nso ne aman a aka a onimuonyamfoɔ kɛseɛ Asenapar tuu wɔn ase kɔɔ Samaria nkuro mu+ ne wɔn a wɔaka a wɔwɔ Asubɔnten no* agya no; 11 krataa a wɔde kɔmaa no no mu nsɛm nie:)

“Yɛde kɔma Ɔhene Artasasta; ɛfiri wo nkoa a wɔwɔ Asubɔnten no agya no hɔ: 12 Ma ɔhene nhu sɛ Yudafoɔ a wɔfirii wo nkyɛn baa ha no abɛduru Yerusalem, na wɔresan akyekyere atuatefoɔ kuro bɔne no; wɔreto afasuo no,+ na wɔresan ato fapem no. 13 Enti ma ɔhene nhu sɛ, sɛ wɔsan kyekyere kuro yi na wɔsi n’afasuo no wie a, wɔrenyɛ amanneɛ anaa wɔrentua akwan so toɔ anaa toɔ+ biara, na ahemfo rennya hwee wɔ wɔn akoradeɛ mu. 14 Na ɛsiane sɛ w’ahemfie na yɛdi nkyene* nti, yɛrentumi nhwɛ mma deɛ ɛsɛ ɔhene mmɔ no, enti na yɛasoma sɛ wɔmmɛka nkyerɛ ɔhene no. 15 Enti ma wɔnhwehwɛ w’agyanom twerɛtohɔ+ mu, na wobɛhu wɔ mu sɛ saa kuro no yɛ atuatefoɔ kuro a ɛsɛ sɛ ahemfo ne amantam hwɛ wɔn yie paa, na ɛfiri tete na emu nnipa apiapia nkurɔfoɔ ama wɔate atua. Ɛno nti na wɔsɛee kuro no.+ 16 Enti yɛrema ɔhene ahu sɛ, sɛ wɔsan kyekyere saa kuro no na wɔwie n’afasuo no a, nsaase a ɛwɔ Asubɔnten yi agya+ ha bɛfiri wo nsa.”

17 Ɔhene no soma maa wɔde mmuaeɛ brɛɛ ɔhene soafoɔ panin Rehum ne ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ a aka a wɔtete Samaria ne wɔn a wɔaka a wɔtete Asubɔnten no agya no sɛ:

“Asomdwoeɛ nka mo! 18 Krataa a mode brɛɛ yɛn no, wɔakenkan ama emu ada hɔ* wɔ m’anim. 19 Me nso mahyɛ ama wɔahwehwɛ mu, na wɔahu sɛ ɛfiri tete na kuro no ne ahemfo adi asie, na ɔsɔretia ne atuateɛ akɔ so wɔ hɔ.+ 20 Ahemfo akɛseɛ na wɔdii Yerusalem so, na wɔdii wɔn a wɔtete Asubɔnten no agya nyinaa nso so; wɔgyegyee amanneɛ ne toɔ ahodoɔ. 21 Enti monhyɛ mma saa mmarima no nnyae adwuma no; wɔnnyae kuro no kyekyere kɔsi sɛ mɛhyɛ mmara foforɔ. 22 Monhwɛ yie na moammu mo ani angu ahyɛdeɛ yi so na ɔhene anhwere ade kɛseɛ.”+

23 Berɛ a wɔkenkan Ɔhene Artasasta krataa no wɔ Rehum ne ɔtwerɛfoɔ Simsai ne wɔn mfɛfoɔ anim no, ntɛm ara na wɔkɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn wɔ Yerusalem kɔhyɛɛ wɔn maa wɔgyaee adwuma no. 24 Saa berɛ no na wɔgyaee Onyankopɔn fie no ho adwuma a na wɔreyɛ wɔ Yerusalem no; wɔgyae kɔsii Persia hene Dario ahennie afe a ɛtɔ so mmienu no mu.+

5 Afei odiyifoɔ Hagai+ ne Ido+ banana odiyifoɔ Sakaria+ kasa kyerɛɛ Yudafoɔ a na wɔwɔ Yuda ne Yerusalem no wɔ Israel Nyankopɔn a na ɔka wɔn ho no din mu. 2 Saa berɛ no mu na Sealtiel ba Serubabel+ ne Yehosadak ba Yesua+ firii aseɛ sii Onyankopɔn fie+ a ɛwɔ Yerusalem no; ná Onyankopɔn adiyifoɔ no ka wɔn ho reboa wɔn.+ 3 Ɛnna Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ Asubɔnten no* agya ne Setar-Bosenai ne wɔn mfɛfoɔ baa wɔn nkyɛn bɛbisaa wɔn sɛ: “Hwan na ɔmaa mo kwan sɛ monsi efie yi, a mode nnua agyina ɛdan yi?” 4 Na wɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mmarima a wɔresi dan yi, mommɔ wɔn din nkyerɛ yɛn.” 5 Nanso na Onyankopɔn ka Yuda mpanimfoɔ no ho,*+ enti nkurɔfoɔ no ansi wɔn kwan na mmom wɔtwɛn kɔsii sɛ wɔbɛkɔ akɔbɔ Dario amanneɛ ama watwerɛ krataa abɛka asɛm no ho biribi.

6 Krataa a Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ Asubɔnten no agya ne Setar-Bosenai ne ne mfɛfoɔ, amansini asoafoɔ a wɔwɔ asuogya hɔ de kɔmaa Ɔhene Dario no mu nsɛm nie; 7 deɛ wɔtwerɛ kɔmaa no ne sɛ:

“Yɛde kɔma Ɔhene Dario:

“Asomdwoeɛ nka wo! 8 Ma ɔhene nhu sɛ, yɛsiim kɔɔ Onyankopɔn kɛseɛ no fie a ɛwɔ Yuda mantam mu no. Yɛkɔhuu sɛ wɔde aboɔ akɛseɛ resi na wɔde nnua rehyehyɛ afasuo no mu. Wɔn ani abere reyɛ adwuma no dendeenden na ɛrenya nkɔsoɔ. 9 Ɛnna yɛbisaa wɔn mpanimfoɔ no sɛ: ‘Hwan na ɔmaa mo kwan sɛ monsi efie yi, a mode nnua agyina ɛdan yi?’+ 10 Afei nso, yɛbisaa mmarima a wɔdi wɔn anim no din, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi atwerɛ abrɛ wo ama woahunu.

11 “Deɛ wɔkaeɛ nie: ‘Yɛyɛ ɔsoro ne asaase Nyankopɔn no nkoa, na efie a mfeɛ pii nie Israel hene kɛseɛ bi si wieeɛ no, ɛno na yɛresan asi bio.+ 12 Ɛsiane sɛ yɛn agyanom hyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn no abufuo nti,+ ɔde wɔn hyɛɛ Babilon hene Nebukadnesar,+ Kaldeani no nsa, na ɔdwirii efie yi guiɛ,+ na ɔsoaa ɔman no kɔɔ Babilon.+ 13 Nanso Babilon hene Kores afe a ɛdi kan mu no, Ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ wɔnsan nsi Onyankopɔn fie+ yi. 14 Afei nso, Onyankopɔn fie sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a Nebukadnesar sesa firii asɔrefie a na ɛwɔ Yerusalem de kɔɔ Babilon asɔredan mu no,+ Ɔhene Kores yiyi firii Babilon asɔredan no mu de maa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sesbasar*+ a Kores yɛɛ no amrado+ no. 15 Kores ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa nneɛma yi kɔ, na fa kɔgu asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no mu, na ma wɔnsi Onyankopɔn fie no nsi ne siberɛ.”+ 16 Enti Sesbasar baeɛ, na ɔbɛtoo Onyankopɔn fie+ a ɛwɔ Yerusalem no fapem; ɛfiri saa berɛ no yɛgu so resi a yɛnwieeɛ.’+

17 “Afei sɛ ɛyɛ wɔ ɔhene ani so a, ma wɔnhwehwɛ akoradeɛ a ɛwɔ ɔhene fie wɔ Babilon no mu nhwɛ sɛ ɛyɛ ampa sɛ Ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ wɔnsan nsi Onyankopɔn fie no wɔ Yerusalem+ anaa; ma ɔhene nsoma mmɛka gyinaeɛ a wasi wɔ asɛm yi ho nkyerɛ yɛn.”

6 Ɛnna Ɔhene Dario kaa sɛ wɔnkɔhwehwɛ, na wɔkɔhwehwɛɛ ɛdan a wɔde twerɛtohɔ ne akoradeɛ sie mu wɔ Babilon no mu. 2 Na wɔkɔhuu nwoma mmobɔeɛ bi wɔ Ekbatana abankɛseɛ mu wɔ Media mantam mu; asɛm a na wɔatwerɛ wom nie:

3 “Ɔhene Kores afe a ɛdi kan mu no, Ɔhene Kores hyɛɛ mmara wɔ Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem+ no ho sɛ: ‘Wɔnsan nsi efie no mma no nyɛ baabi a wɔbɔ afɔreɛ. Ne tenten nyɛ basafa 60* na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa 60; wɔnto ne fapem no yie.+ 4 Wɔmfa aboɔ akɛseɛ a ɛdeda so mmiɛnsa mmiɛnsa ntoa fapem no so, na wɔmfa nnua ntoa so;+ ɛho sika nyinaa, wɔnnye mfiri ɔhene fie.+ 5 Onyankopɔn fie sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a Nebukadnesar sesa firii asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem de kɔɔ Babilon no+ nso, wɔnyiyi na wɔnsan mfa nkɔ Yerusalem asɔrefie nkɔgu faako a ɛgu wɔ Onyankopɔn fie+ hɔ.’

6 “Enti Tatenai a woyɛ amrado wɔ Asubɔnten no* agya, ne Setar-Bosenai ne mo mfɛfoɔ, amansini asoafoɔ a mowɔ asuogya+ hɔ no, monhwɛ na moankɔ hɔ. 7 Mommfa mo asɛm nnkɔ Onyankopɔn fie adwuma no so. Yuda amrado ne Yuda mpanimfoɔ no bɛsi Onyankopɔn fie no asi ne siberɛ. 8 Afei nso, merehyɛ mmara ama moahunu deɛ mode bɛma Yuda mpanimfoɔ no de asi Onyankopɔn fie no bio; toɔ a wɔgyegye no Asubɔnten no agya ma ɔhene no,+ wɔmfa bi mma mmarima no ntɛm mma wɔmfa nsi dan no; wɔmfa mma wɔn daa.+ 9 Na nneɛma a wɔhia nyinaa, anantwie mma,+ adwennini,+ ne nnwan mma+ a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ama ɔsoro Nyankopɔn, ne hwiit+ ne nkyene+ ne bobesa+ ne ngo;+ deɛ asɔfoɔ a wɔwɔ Yerusalem bɛka no, da biara wɔmfa mma wɔn; wɔnnyae da. 10 Ɛno bɛma daa wɔatumi abɔ afɔreɛ a ɛsɔ ɔsoro Nyankopɔn ani na wɔabɔ mpaeɛ asrɛ nkwa tenten ama ɔhene ne ne mma.+ 11 Mahyɛ nso sɛ obiara a ɔbɛbu mmara yi so no, wɔnyi ne dan so dua na wɔnsɛn no wɔ so, na wɔmfa ne fie nyɛ agyananbea.* 12 Na ɔhene anaa ɔman biara a ɔbɛbu mmara yi so na watene ne nsa asɛe Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no, Onyankopɔn a wama ne din atena hɔ no+ nnane wɔn ahennie mmutu. Me Dario na mahyɛ mmara yi. Ma wɔnyɛ no ntɛm.”

13 Ntɛmpa ara na Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ Asubɔnten no agya ne Setar-Bosenai+ ne wɔn mfɛfoɔ no yɛɛ deɛ Ɔhene Dario kaa sɛ wɔnyɛ no nyinaa. 14 Na Yuda mpanimfoɔ no annyae fie no si,+ na odiyifoɔ Hagai+ ne Ido banana Sakaria+ nkɔmhyɛ no kanyan wɔn maa wɔkɔɔ so yɛɛ adwuma no; wɔsi wiee sɛdeɛ Israel Nyankopɔn ahyɛdeɛ+ ne Kores+ ne Dario+ ne Persia hene Artasasta+ ahyɛdeɛ no teɛ. 15 Wɔsii fie yi wiee bosome Adar* da a ɛtɔ so mmiɛnsa, Ɔhene Dario ahennie afe a ɛtɔ so nsia mu.

16 Ɛnna Israelfoɔ, asɔfoɔ, Lewifoɔ,+ ne ɔmanfoɔ nkaeɛ a wɔkɔdii obi man so a wɔasan aba no de anigyeɛ buee Onyankopɔn fie no ano.* 17 Na wɔde anantwinini 100, adwennini 200, ne nnwan mma 400 baa sɛ wɔmfa mmue Onyankopɔn fie no ano; ɛne mpɔnkyenini 12 a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ ama Israel nyinaa sɛdeɛ Israel mmusuakuo no dodoɔ teɛ.+ 18 Sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose nwoma no mu no,+ wɔhyehyɛɛ asɔfoɔ no sɛdeɛ wɔn akuo teɛ, na wɔde Lewifoɔ no nso tuatuaa wɔn nnwuma ano sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ maa Onyankopɔn som adwuma wɔ Yerusalem.+

19 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 14 no, wɔn a wɔkɔdii obi man so a wɔasan aba no dii Twam no.+ 20 Saa berɛ no, na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nyinaa adwira wɔn ho+ ama wɔn ho ate, enti wɔkum Twam dwan no de bɔɔ afɔreɛ maa wɔn a wɔasan aba no, ne wɔn nuanom asɔfoɔ no ne wɔn ankasa ho. 21 Na Israelfoɔ a wɔasan aba wɔn kurom no dii bi. Ná ebinom nso ate wɔn ho afiri asaase no so aman no bra fĩ* ho aba wɔn nkyɛn abɛsom* Israel Nyankopɔn Yehowa; wɔn nyinaa nso dii bi.+ 22 Afei nso, wɔde anigyeɛ dii Paanoo a Mmɔka* Nnim Afahyɛ+ no nnanson; Yehowa maa wɔn ani gyeeɛ, na ɔmaa Asiria hene nyaa wɔn ho adwempa,+ na ɔboaa wɔn* wɔ nokorɛ Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn fie adwuma no ho.

7 Nsɛm yi akyi, Persia hene Artasasta ahennie mu no,+ Esra*+ san bae. Ná ɔyɛ Seraia ba,+ Asaria ba, Hilkia+ ba, 2 Salum ba, Sadok ba, Ahitab ba, 3 Amaria ba, Asaria ba,+ Meraiot ba, 4 Serahia ba, Usi ba, Buki ba, 5 Abisua ba, Finehas ba,+ Eleasar ba,+ ɔsɔfo panin Aaron+ ba. 6 Esra yi firi Babilon na ɛbaeɛ. Ná ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ,* na Mose Mmara+ a Israel Nyankopɔn Yehowa de maa ne nkurɔfoɔ no, na ɔnim no yie.* Ɔhene no maa no n’abisadeɛ nyinaa, ɛfiri sɛ na ne Nyankopɔn Yehowa nsa wɔ ne so.

7 Israelfoɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ+ ne nnwontofoɔ+ ne apono ano ahwɛfoɔ+ ne asɔrefie asomfoɔ*+ no mu bi nso baa Yerusalem wɔ Ɔhene Artasasta ahennie afe a ɛtɔ so nson mu. 8 Esra bɛduruu Yerusalem bosome a ɛtɔ so nnum, ɔhene no afe a ɛtɔ so nson mu. 9 Na bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, ɔsiim firii Babilon, na bosome a ɛtɔ so nnum no da a ɛdi kan no, ne Nyankopɔn a ɔka ne ho*+ nti, ɔbɛduruu Yerusalem. 10 Ná Esra asiesie n’akoma sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa Mmara mu na wadi so,+ na wakyerɛkyerɛ emu ahyɛdeɛ ne atemmusɛm wɔ Israel.+

11 Krataa a Ɔhene Artasasta de maa ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ a ne ho akokwa wɔ Yehowa mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a ɔde maa Israel mu* no, emu nsɛm nie:

12 * “Artasasta,+ ahemfo mu hene no, de kɔma ɔsɔfoɔ Esra, ɔsoro Nyankopɔn no Mmara twerɛfoɔ: Asomdwoeɛ nka wo. Afei tie, 13 mahyɛ mmara sɛ m’ahennie mu, onipa biara a ɔyɛ Israelni ne wɔn asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔpɛ sɛ wɔne wo kɔ Yerusalem no, wo ne wɔn nkɔ.+ 14 Ɔhene ne n’agyinatufoɔ nson no asoma wo sɛ kɔhwehwɛ mu sɛ Yuda ne Yerusalem redi wo Nyankopɔn Mmara a ɛwɔ wo nsam no so anaa. 15 Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɔhene ne n’agyinatufoɔ ayi wɔn yam de ama Israel Nyankopɔn a ne tenabea wɔ Yerusalem no, fa kɔ, 16 na dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a wobɛnya no Babilon mantam no nyinaa mu ne akyɛdeɛ a ɔman no ne asɔfoɔ bɛyi wɔn yam de ama wɔn Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no nso, fa ka ho kɔ.+ 17 Yɛ ntɛm fa saa sika no tɔ anantwinini,+ adwennini,+ nnwan mma,+ ne aduane afɔreɛ+ ne afɔrebɔ nsã+ a wɔde ka emu biara ho, na fa kɔbɔ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ mo Nyankopɔn fie wɔ Yerusalem no so.

18 “Na adeɛ biara a wo ne wo nuanom pɛ sɛ mode dwetɛ ne sika kɔkɔɔ a ɛbɛka no yɛ no, momfa nyɛ sɛdeɛ ɛsɔ mo Nyankopɔn ani. 19 Nneɛma a wɔde ahyɛ wo nsa sɛ fa som wɔ wo Nyankopɔn fie no, fa ne nyinaa kɔ Onyankopɔn anim wɔ Yerusalem.+ 20 Nneɛma a aka a ɛbɛhia wɔ wo Nyankopɔn fie a ɛsɛ sɛ wode kɔ no, yi firi ɔhene fie adekoradan+ mu.

21 “Me, Ɔhene Artasasta, mahyɛ mmara sɛ sika so ahwɛfoɔ a mowɔ Asubɔnten no* agya nyinaa, adeɛ biara a ɔsɔfoɔ Esra,+ ɔsoro Nyankopɔn Mmara twerɛfoɔ no bɛbisa no, monyɛ mma no ntɛm; 22 sɛ ne dodoɔ kɔsi dwetɛ dwetikɛseɛ* 100, hwiit kor* 100, bobesa+ bat susuhina* 100, ngo+ bat susuhina 100, ne nkyene+ a ne dodoɔ nni ano mpo a, momfa mma no. 23 Deɛ ɔsoro Nyankopɔn aka nyinaa, momfa ahokeka nyɛ no ne fie no ho, na ɔsoro Nyankopɔn+ abufuo amma ɔhene ahennie ne ɔhene mma+ so. 24 Afei merema moahu sɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ, nnwontofoɔ,+ apono ano ahwɛfoɔ, asɔrefie asomfoɔ,*+ ne Onyankopɔn fie yi adwumayɛfoɔ nyinaa, monni ho kwan sɛ mogye wɔn hɔ ɔman toɔ, akwan so toɔ, anaa toɔ+ biara.

25 “Na wo, Esra, sɛdeɛ wo Nyankopɔn ama wo nyansa no,* yi asɛnnifoɔ ne atemmufoɔ na wɔmmu nkurɔfoɔ a wɔwɔ Asubɔnten no agya nyinaa atɛn, wɔn a wɔnim wo Nyankopɔn mmara no nyinaa; na obiara a ɔnnim nso, kyerɛkyerɛ no.+ 26 Na obiara a ɔrenhwɛ nni wo Nyankopɔn Mmara ne ɔhene mmara so no, ɔfata sɛ ɔwu oo, ɔfata sɛ wɔtwa no asu oo, ɔfata sɛ wɔbɔ no ka oo, ɔfata sɛ ɔda afiase oo, ntɛm ara mommu no atɛn.”

27 Ayeyie nka Yehowa, yɛn agyanom Nyankopɔn a ɔde asɛm yi ahyɛ ɔhene akomam sɛ wɔnsiesie Yehowa fie a ɛwɔ Yerusalem no!+ 28 Wayi ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ me wɔ ɔhene+ ne n’agyinatufoɔ,+ ne ɔhene mpanimfoɔ nyinaa anim. Na me nso, Yehowa me Nyankopɔn nsa a ɛwɔ me so nti, menyaa akokoɔduro,* na meboaboaa Israel atitire ano sɛ wɔne me nkɔ.

8 Agyanom mmusua mu mpanimfoɔ ne mmusua mmusua a wɔtwerɛɛ wɔn din a Ɔhene Artasasta ahennie mu wɔne me firii Babilon baeɛ no,+ wɔn din nie: 2 Finehas mma+ mu, Gersom; Itamar+ mma mu, Daniel; Dawid mma mu, Hatus; 3 Paros mma mu: Sekania mma mu, Sakaria, na wɔkan n’abusua mu mmarima 150 kaa ne ho. 4 Pahat-Moab mma+ mu, Serahia ba Elieho-Enai; ná mmarima 200 ka ne ho. 5 Satu mma+ mu, Yahasiel ba Sekania; ná mmarima 300 ka ne ho. 6 Adin mma+ mu, Yonatan ba Ebed; ná mmarima 50 ka ne ho. 7 Elam mma+ mu, Atalia ba Yesia; ná mmarima 70 ka ne ho. 8 Sefatia mma+ mu, Mikael ba Sebadia; ná mmarima 80 ka ne ho. 9 Yoab mma mu, Yehiel ba Obadia; ná mmarima 218 ka ne ho. 10 Bani mma mu, Yosifia ba Selomit; ná mmarima 160 ka ne ho. 11 Bebai mma+ mu, Bebai ba Sakaria; ná mmarima 28 ka ne ho. 12 Asgad mma+ mu, Hakatan ba Yohanan; ná mmarima 110 ka ne ho. 13 Adonikam mma+ mu, wɔn a wɔtwa toɔ din nie: Elifelet, Yeiel, ne Semaia; ná mmarima 60 ka wɔn ho. 14 Bigwai mma+ mu, Utai ne Sabbud; ná mmarima 70 ka wɔn ho.

15 Meboaa wɔn ano wɔ asubɔnten a ɛsene ba Ahawa no ho,+ na yɛtenaa hɔ nnansa. Nanso berɛ a mehwehwɛɛ nkurɔfoɔ no ne asɔfoɔ no mu no, manhu Lewini biara wɔ wɔn mu. 16 Enti mesomaa sɛ wɔnkɔfrɛ Elieser, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ atitire, ne Yoiarib ne Elnatan a wɔyɛ akyerɛkyerɛfoɔ no mmra. 17 Ɛnna mekaa sɛ wɔnkɔ Ido nkyɛn; ɔyɛ otitire wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Kasifia. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka nkyerɛ Ido ne ne nuanom asɔrefie asomfoɔ* a wɔwɔ Kasifia no sɛ wɔmfa asomfoɔ a wɔbɛsom wɔ yɛn Nyankopɔn fie mmrɛ yɛn. 18 Yɛn Nyankopɔn a ɔka yɛn ho* nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima nyansafoɔ bi a ɔfiri Israel ba Lewi banana Mahli+ mma mu a wɔfrɛ no Serebia,+ ne ne mma ne ne nuanom, mmarima 18; 19 ne Hasabia ne Yesia a ɔfiri Merari mma+ mu ne ne nuanom ne wɔn mma, mmarima 20. 20 Na asɔrefie asomfoɔ* 220 a Dawid ne mpanimfoɔ no de wɔn maa Lewifoɔ som no, wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din.

21 Ɛnna mekaa sɛ yɛnyɛ akɔnkyene* wɔ Asubɔnten Ahawa ho, na yɛmmrɛ yɛn ho ase yɛn Nyankopɔn anim, na yɛnhwehwɛ ne hɔ akwankyerɛ a yɛde bɛtu kwan no; ne sɛdeɛ yɛbɛhwɛ yɛn ho ne yɛn mma ne yɛn nneɛma nyinaa so. 22 Ná ɛyɛ me aniwu sɛ mɛbisa asraafoɔ ne wɔn a wɔtete apɔnkɔ so afiri ɔhene no hɔ ama wɔabɔ yɛn ho ban afiri atamfo nsam wɔ kwan so, ɛfiri sɛ na yɛaka akyerɛ ɔhene sɛ: “Wɔn a wɔhwehwɛ yɛn Nyankopɔn no, ne nsa wɔ wɔn nyinaa so, na ɔbɛdi ama wɔn,+ na wɔn a wɔpo no no deɛ, ne tumi ne n’abufuo wɔ wɔn so.”+ 23 Enti yɛyɛɛ akɔnkyene srɛɛ yɛn Nyankopɔn wɔ asɛm yi ho, na ɔtiee yɛn nkotosrɛ.+

24 Afei meyii asɔfoɔ mpanimfoɔ no mu 12, Serebia ne Hasabia+ ne wɔn nuanom du a wɔka wɔn ho. 25 Ɛnna mekarii dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a aka no, yɛn Nyankopɔn fie nneɛma a ɔhene ne n’agyinatufoɔ ne ne mpanimfoɔ ne Israelfoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa de bɛboaeɛ no, na mede hyɛɛ wɔn nsa.+ 26 Nneɛma a mekari guu wɔn nsam no yɛ dwetɛ dwetikɛseɛ* 650, ne dwetɛ nneɛma 100 a ano si dwetikɛseɛ 2, ne sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ 100, 27 ne sika kɔkɔɔ nkyɛnsee nketewa 20 a ano si darik* 1,000, ne nneɛma 2 a wɔde kɔbere papa ayɛ ama no ayɛ hyɛnn a ne boɔ yɛ den sɛ sika kɔkɔɔ.

28 Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moyɛ kronkron ma Yehowa,+ na nneɛma no nso yɛ nneɛma kronkron, na dwetɛ ne sika kɔkɔɔ no yɛ ayamyɛ afɔrebɔdeɛ ma Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn. 29 Monhwɛ so yie nkɔsi sɛ mobɛkari no asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Lewifoɔ ne Israel agyanom mpanimfoɔ a wɔwɔ Yehowa fie adekora adan* mu hɔ wɔ Yerusalem+ no anim.” 30 Ɛnna asɔfoɔ ne Lewifoɔ no faa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a wɔkari maa wɔn no, na wɔde kɔɔ yɛn Nyankopɔn fie wɔ Yerusalem.

31 Bosome a ɛdi kan+ no da a ɛtɔ so 12 no, yɛtu firii Asubɔnten Ahawa ho+ de yɛn ani kyerɛɛ Yerusalem; ná yɛn Nyankopɔn nsa wɔ yɛn so, na ɔgyee yɛn firii atamfo ne wɔn a wɔtɛ kwan mu no nsam. 32 Enti yɛbɛduruu Yerusalem,+ na yɛtenaa hɔ nnansa. 33 Da a ɛtɔ so nnan no, yɛkarii dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a aka no wɔ yɛn Nyankopɔn fie+ de maa Uriya ba ɔsɔfoɔ Meremot+ ne Finehas ba Eleasar a ɔka ne ho no, na na Lewini Yesua ba Yosabad+ ne Lewini Binui+ ba Noadia ka wɔn ho. 34 Wɔkan ne nyinaa dodoɔ na wɔkarii, na wɔtwerɛɛ ne nyinaa mu duro too hɔ. 35 Wɔn a wɔafiri obi man so aba no de ɔhyeɛ afɔreɛ brɛɛ Israel Nyankopɔn, wɔde anantwinini+ 12 bɔɔ afɔreɛ maa Israelfoɔ nyinaa, adwennini+ 96, adwennini nkumaa+ 77, na wɔde mpɔnkyenini 12 bɔɔ bɔne ho afɔreɛ. Wɔde wei nyinaa bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ maa Yehowa.+

36 Ɛnna yɛde ɔhene no mmara+ maa ɔhene asoafoɔ ne amradofoɔ a wɔwɔ Asubɔnten no* agya+ no, na wɔde nneɛma kɔboaa ɔman no ne nokorɛ Nyankopɔn no fie adwuma no.+

9 Wɔwiee weinom ara pɛ, mpanimfoɔ no baa me nkyɛn bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Israelfoɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ntwee wɔn ho mfirii amanaman no mu nnipa ne wɔn akyiwadeɛ ho.+ Wɔntwee wɔn ho mfirii Kaananfoɔ, Hitifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Ammonfoɔ, Moabfoɔ, Egyptfoɔ,+ ne Amorifoɔ+ ho. 2 Wɔawareware wɔn mma mmaa, na wɔawareware bi nso ama wɔn mma mmarima.+ Asefoɔ* kronkron+ no de wɔn ho akɔfra amanaman no mu nnipa,+ na wɔn mu mpanimfoɔ ne asoafoɔ no na wɔdi akotene wɔ mmarato yi mu.”

3 Metee asɛm yi ara pɛ, mesuan m’ataadeɛ ne me ngugusoɔ mu; metutuu me tiri nwi ne m’abogyesɛ, na metenaa ase a me ho adwiri me. 4 Wɔn a wɔafiri obi man so aba no mmarato nti, wɔn a wɔfaa Israel Nyankopɔn asɛm aniberesɛm no* nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa me nkyɛn. Saa berɛ no nyinaa na mete hɔ a me ho adwiri me; metenaa hɔ ara kɔsii anwummerɛ a wɔbɔ aduane afɔreɛ no.+

5 Anwummerɛ a wɔbɔ aduane afɔreɛ no,+ mesɔre firii m’awerɛhoɔ mu a meda so ara hyɛ m’ataadeɛ ne me ngugusoɔ a masuan mu no. Na mebuu nkotodwe trɛɛ me nsam kyerɛɛ Yehowa me Nyankopɔn. 6 Na mekaa sɛ: “O me Nyankopɔn, ɛyɛ me aniwu yɛ me fɛre mpo sɛ mɛma me ti so akyerɛ wo; O me Nyankopɔn, yɛn bɔne adɔɔso atra yɛn tiri so, na yɛn asodie ayɛ kɛse akɔduru soro.+ 7 Ɛfiri yɛn agyanom berɛ so na yɛn bɔne adɔɔso+ abɛsi nnɛ da yi, na yɛn bɔne nti, wɔde yɛne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfoɔ ahyɛ asaase so ahemfo nsa, na yɛatotɔ sekan ano,+ wɔatu yɛn afiri yɛn man mu,+ wɔafom yɛn nneɛma,+ na yɛn anim agu ase; weinom nyinaa ato yɛn sɛdeɛ nnɛ yɛn ani tua yi.+ 8 Na seesei Yehowa yɛn Nyankopɔn, berɛ tiaa yi mu no, yɛanya w’anim adom sɛ woama ebinom afiri mu aka. O yɛn Nyankopɔn, woama yɛn ase atim* wɔ wo kronkronbea hɔ,+ woama yɛn ani agye, na woama yɛanya ahotɔ kakra afiri yɛn nkoasom mu. 9 Ɛwom sɛ yɛyɛ nkoa+ deɛ, nanso yɛn nkoasom mu no, yɛn Nyankopɔn, woannya yɛn, woada ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ yɛn wɔ Persia ahemfo anim,+ woapagya yɛn bio sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛma yɛn Nyankopɔn fie so,+ na yɛasiesie kuro a asɛe no, na wobɛma yɛanya aboɔ fasuo* wɔ Yuda ne Yerusalem.

10 “O yɛn Nyankopɔn, wei nyinaa akyi no, deɛn na yɛnka? Yɛagya wo mmara nsɛm 11 a wonam wo nkoa adiyifoɔ no so de maa yɛn no. Wokaa sɛ: ‘Asaase a morekɔfa no yɛ asaase a ɛho agu fĩ ɛfiri sɛ ɛso nnipa abu bra fĩ,* na abofonodeɛ a wɔayɛ nti, akyiwadeɛ ahyɛ asaase no so ma firi tire kɔsi tire.+ 12 Enti ɛnsɛ sɛ mode mo mma mmaa ma wɔn mma mmarima awareɛ, na ɛnsɛ sɛ mogye wɔn mma mmaa awareɛ ma mo mma mmarima.+ Monnhwehwɛ asomdwoeɛ ne yiedie mmma wɔn da.+ Sɛ motie a, mobɛyɛ den na moadi asaase no so nneɛma pa, na moafa asaase no de agya mo mma daa.’ 13 Na deɛ yɛn nnebɔne ne yɛn asodie kɛseɛ nti aba yɛn so nyinaa akyi no,—O yɛn Nyankopɔn, woanhwɛ yɛn bɔne so ne yɛn anni,+ na woama yɛn a yɛwɔ ha yi afiri mu aka+— 14 adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsan bu wo mmara nsɛm so na yɛkɔwareware nnipa a wɔyɛ akyiwadeɛ yi?+ Anka wo bo remfu yɛn nkɔsi sɛ yɛn nyinaa bɛsa a obiara remfiri mu nka? 15 O Yehowa, Israel Nyankopɔn, wotene;+ ɛno nti na yɛafiri mu aka de abɛsi nnɛ da yi. Yɛaba w’anim wɔ yɛn bɔne mu; asɛm yi nti, yɛn mu biara ntumi nnyina w’anim.”+

10 Berɛ a Esra butu nokorɛ Nyankopɔn no fie anim na ɔde nisuo rebɔ mpaeɛ+ na ɔreka ɔman no bɔne no, Israelfoɔ pii, mmarima ne mmaa ne mmɔfra, boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, na na ɔman no resu dendeenden. 2 Ɛnna Yehiel+ ba Sekania a ɔfiri Elam mma+ mu ka kyerɛɛ Esra sɛ: “Yɛato yɛn Nyankopɔn mmara sɛ yɛakɔwareware aman foforɔ so* mmaa a wɔwɔ asaase no so ne wɔn abɛtena.+ Wei nyinaa akyi, anidasoɔ wɔ hɔ ma Israel. 3 Enti momma yɛne yɛn Nyankopɔn nyɛ apam+ sɛ yɛbɛma mmaa no nyinaa ne wɔn mma a wɔawo wɔn no akɔ sɛdeɛ Yehowa ne wɔn a wɔfa Onyankopɔn mmara aniberesɛm* no akwankyerɛ teɛ.+ Momma yɛnyɛ no sɛdeɛ Mmara no aka. 4 Sɔre, na asɛm yi da wo so, na yɛn nso yɛtaa w’akyi. Ma wo ho nyɛ den na yɛ ho biribi.”

5 Ɛnna Esra sɔreeɛ, na ɔmaa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Lewifoɔ mpanimfoɔ ne Israel mpanimfoɔ nyinaa kaa ntam sɛ wɔbɛyɛ deɛ wɔaka no.+ Enti wɔkaa ntam. 6 Afei Esra sɔre firii nokorɛ Nyankopɔn no fie anim kɔɔ Eliasib ba Yehohanan adekoradan no mu.* Ɔkɔɔ hɔ nanso wannidi, na wannom nsuo nso, ɛfiri sɛ na ɔredi wɔn a wɔafiri obi man so aba no mmarato ho awerɛhoɔ.+

7 Ɛnna wɔmaa wɔpaee mu kaa no Yuda ne Yerusalem nyinaa sɛ wɔn a wɔasan aba no nyinaa mmɛhyiam wɔ Yerusalem, 8 na sɛdeɛ mpanimfoɔ ne atitire akyerɛ no, obiara a ɛbɛduru nnansa na ɔmmaeɛ no, wɔbɛgye n’agyapadeɛ nyinaa, na wɔbɛtu no afiri wɔn a wɔasan aba no asafo mu.+ 9 Enti ɛduruu ne nnansa so, bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so 20 no, na Yuda ne Benyamin mmarima nyinaa aboaboa wɔn ho ano abɛhyiam wɔ Yerusalem. Nnipa no nyinaa tenatenaa nokorɛ Nyankopɔn fie no adihɔ baabi. Asɛm a aba no ne nsuo kɛseɛ a ɛretɔ nti, na wɔn ho repopo.

10 Ɛnna ɔsɔfoɔ Esra sɔreeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moato mmara sɛ moakɔwareware aman foforɔ so mmaa,+ na moama Israel asodie ayɛ kɛseɛ. 11 Afei monka mo bɔne nkyerɛ Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn no, na monyɛ n’apɛdeɛ. Montwe mo ho mfiri asaase no sofoɔ ne saa aman foforɔ so mmaa yi ho.”+ 12 Ɛnna asafo no nyinaa de nne kɛseɛ kaa sɛ: “Yɛbɛyɛ deɛ woaka nyinaa pɛpɛɛpɛ. 13 Nanso nnipa no dɔɔso, na yɛwɔ sutɔberɛ mu, enti yɛrentumi nnyina abɔnten. Wei nso nyɛ da koro anaa nnanu adwuma, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne kɛseɛ* wɔ asɛm yi mu. 14 Enti yɛsrɛ wo, ma yɛn mpanimfoɔ nnyina asafo no nyinaa ananmu;+ na kuro biara mu nnipa a wɔawareware aman foforɔ so mmaa no, wɔmmra wɔ berɛ a wɔbɛhyɛ ama wɔn no mu, wɔne kuro biara mu mpanimfoɔ ne atemmufoɔ no, nkɔsi sɛ yɛbɛma yɛn Nyankopɔn abufuhyeɛ afiri yɛn so wɔ asɛm yi ho.”

15 Nanso Asahel ba Yonatan ne Tikwa ba Yaseia ne wɔn anyɛ adwene, na Lewini Mesulam ne Lewini Sabetai+ nso ne wɔn anyɛ adwene. 16 Ne nyinaa akyi no, wɔn a wɔfiri obi man so asan aba no yɛɛ sɛdeɛ wɔaka no; na ɔsɔfoɔ Esra ne agyanom fie mpanimfoɔ no nyinaa kɔgyinagyinaa hɔ sɛdeɛ wɔn din teɛ; na bosome a ɛtɔ so du no da a ɛdi kan no, wɔtenaa ase firii aseɛ hwehwɛɛ asɛm no mu. 17 Na bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, wɔne mmarima a wɔawareware aman foforɔ so mmaa no wieeɛ. 18 Na wɔbɛhuu sɛ asɔfoɔ mma no bi nso awareware aman foforɔ so mmaa:+ Wɔn ne Maaseia, Elieser, Yarib, ne Gedalia. Wɔfiri Yehosadak ba Yesua+ ne ne nuanom mma mu. 19 Nanso wɔhyɛɛ bɔ* sɛ wɔbɛpamo wɔn yerenom no, na ɛsiane wɔn bɔne nti, wɔn mu biara de wɔn mmoa mu odwennini baako bɛbɔ afɔreɛ wɔ wɔn afɔdie no ho.+

20 Imer mma+ mu, Hanani ne Sebadia; 21 Harim mma+ mu, Maaseia, Elia, Semaia, Yehiel, ne Usia; 22 Pasur mma+ mu, Elioenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad, ne Eleasa. 23 Na Lewifoɔ mu, Yosabad, Simei, Kelaia (kyerɛ sɛ, Kelita), Petahia, Yuda, ne Elieser; 24 nnwontofoɔ mu, Eliasib; apono ano ahwɛfoɔ mu, Salum, Telem, ne Uri.

25 Na Israel mu, Paros mma+ mu, Ramia, Yisia, Malkiya, Miyamin, Eleasar, Malkiya, ne Benaia; 26 Elam mma+ mu, Matania, Sakaria, Yehiel,+ Abdi, Yeremot, ne Elia; 27 Satu mma+ mu, Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad, ne Asisa; 28 Bebai mma+ mu, Yehohanan, Hanania, Sabai, ne Atlai; 29 Bani mma mu, Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal, ne Yeremot; 30 Pahat-Moab mma+ mu, Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Besalel, Binui, ne Manase; 31 Harim mma+ mu, Elieser, Yisiya, Malkiya,+ Semaia, Simeon, 32 Benyamin, Maluk, ne Semaria; 33 Hasum mma+ mu, Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase, ne Simei; 34 Bani mma mu, Maadai, Amram, Uel, 35 Benaia, Bedeia, Keluhi, 36 Wania, Meremot, Eliasib, 37 Matania, Matenai, ne Yaasu; 38 Binui mma mu, Simei, 39 Selemia, Natan, Adaia, 40 Maknadebai, Sasai, Sarai, 41 Asarel, Selemia, Semaria, 42 Salum, Amaria, ne Yosef; 43 Nebo mma mu, Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadai, Yoel, ne Benaia. 44 Weinom nyinaa warewaree aman foforɔ so mmaa,+ na wɔpamoo wɔn yerenom ne wɔn mma no.+

Nt., “kanyan Persia hene Kores honhom.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Israel Nyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem no fie.”

Nt., “wɔn honhom.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ Serubabel a wɔaka ne ho asɛm wɔ Esr 2:2; 3:8 no.

Nt., “sika kɔkɔɔ a wɔayɛ no sɛ nkɛntɛn.”

Nt., “dwetɛ a wɔayɛ no sɛ nkɛntɛn.”

Anaa “Netinimfoɔ.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Anaa “Netinimfoɔ.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Anaa “wɔbuu wɔn sɛ wɔn ho nte sɛ wɔyɛ asɔfoɔ.”

Anaa “Tirsata,” abodin a Persiafoɔ de ma wɔn mantam amradofoɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nnipa dodoɔ no ara gye di sɛ ɛte sɛ Persiafoɔ sika kɔkɔɔ darik. Emu duro yɛ gram 8.4. Ɛsono drakma a wɔaka ho asɛm wɔ Greek Twerɛnsɛm mu no. Hwɛ Nkh. B14.

Bɛnnaa a wɔka ho asɛm wɔ Hebri Twerɛnsɛm mu no yɛ gram 570. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “Netinimfoɔ.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Nt., “Israel nyinaa.”

Anaa “Asese.”

Hebri asɛmfua no kyerɛ nnadeɛ ntraantraa mmienu a wɔde bɔ nnwom. Wɔde bom a, ɛgyegye kyan-kyan.

Nt., “yɛhwehwɛ mo Nyankopɔn akyiri kwan.”

Nt., “ma Yudafoɔ no nsam go.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔtwerɛɛ no Aram kasa mu na afei wɔkyerɛɛ aseɛ.”

Nsɛm a ɛwɔ Esr 4:8 kɔsi 6:18 no, wɔdii kan twerɛɛ no Aram kasa mu.

Anaa “Eufrate.”

Anaa “w’ahemfie na yɛgye yɛn akatua.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔakyerɛ aseɛ akenkan.”

Anaa “Eufrate.”

Nt., “Onyankopɔn ani kuu Yuda mpanimfoɔ no ho.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ Serubabel a wɔaka ne ho asɛm wɔ Esr 2:2; 3:8 no.

Bɛyɛ mita 26.7 (anm. 87.6). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “Eufrate.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “sumina so.”

Hwɛ Nkh. B15.

Anaa “wɔhyiraa Onyankopɔn fie no so.”

Anaa “afideɛ.”

Nt., “abɛhwehwɛ.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Nt., “ɔhyɛɛ wɔn nsam den.”

Ɛkyerɛ, “Boa” anaa “Mmoa.”

Hebri asɛmfua no kyerɛ obi a ɔhwɛ Mmara no ne Twerɛ Kronkron no afã foforɔ so twerɛ bi.

Anaa “na ne ho akokwa wɔ ne twerɛ mu.”

Anaa “Netinimfoɔ.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Anaa “papayɛ nsa a ɛwɔ ne so.”

Anaa “ɔhwɛ Yehowa mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a ɔde maa Israel no so twerɛ bi.”

Nsɛm a ɛwɔ Esr 7:12 kɔsi 7:26 no, wɔdii kan twerɛɛ no Aram kasa mu.

Anaa “Eufrate.”

Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Kor baako yɛ lita 220. Hwɛ Nkh. B14.

Bat baako yɛ lita 22 (gal. 5.81). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “Netinimfoɔ.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Nt., “sɛdeɛ wo Nyankopɔn nyansa wɔ wo nsam no.”

Anaa “mehyɛɛ me ho den.”

Anaa “Netinimfoɔ.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Anaa “Nyankopɔn papayɛ nsa a ɛwɔ yɛn so.”

Anaa “Netinimfoɔ.” Nt., “wɔn a wɔde wɔn ama.”

Anaa “yɛnni mmuada.”

Dwetikɛseɛ baako yɛ kilo. 34.2. Hwɛ Nkh. B14.

Darik yɛ Persiafoɔ sika a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “adidibea adan.”

Anaa “Eufrate.”

Nt., “Aba.”

Nt., “wɔn a na wɔn ho popo wɔ Israel Nyankopɔn asɛm no ho.”

Nt., “woama yɛanya dua a wɔde bɔ adeɛ mu tim fam.”

Anaa “bammɔ fasuo.”

Anaa “ayɛ afideɛ.”

Anaa “ananafoɔ.”

Anaa “wɔn ho popo Onyankopɔn mmara ho.”

Anaa “adidibea hɔ.”

Anaa “yɛn atuateɛ no so.”

Nt., “wɔkyeakyeaa wɔn nsam.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane