Leviticus
3 “‘Sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ,+ na sɛ nantwie na ɔde reba a, onini oo, ɔbedeɛ oo, deɛ ɔte apɔ na ɔmfa mmra Yehowa anim. 2 Ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam, na wɔnku no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, na Aaron mma a wɔyɛ asɔfoɔ no mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia. 3 Aboa a ɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no, ɔnyi n’afã a ɛdidi so yi mfa nyɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa:+ sradeɛ+ a ɛkata ne yam adeɛ ho, nsono no ho sradeɛ nyinaa, 4 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn n’asene no. Ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho.+ 5 Ma Aaron mma no nhye no afɔrebukyia no so nka ɔhyeɛ afɔreɛ a aka no ho. Wɔnhye no egya no so.+ Ɛyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa.+
6 “‘Sɛ ɔpɛ sɛ ɔde odwan bɔ asomdwoeɛ afɔreɛ ma Yehowa a, onini oo, ɔbedeɛ oo, ɔmfa deɛ ɔte apɔ mmra.+ 7 Sɛ ɔde odwennini kumaa rebɛbɔ afɔreɛ a, ɔmfa mmra Yehowa anim. 8 Ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam, na wɔnku no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no anim. Aaron mma no mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia. 9 Ɔmfa aboa a ɔde rebɔ asomdwoeɛ afɔreɛ no sradeɛ nyɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa.+ Ɔnyi ne dua a adɔre sradeɛ no nyinaa, sradeɛ a ɛkata ne yam adeɛ ho, nsono no ho sradeɛ nyinaa, 10 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn n’asene no. Ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho.+ 11 Ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so. Wei yɛ aduane,* afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa.+
12 “‘Sɛ apɔnkye na ɔde rebɛbɔ afɔreɛ a, ɔmfa mmra Yehowa anim. 13 Ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam, na wɔnku no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no anim, na Aaron mma no mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia. 14 Ɛfã a ɔde bɛyɛ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa no ne sradeɛ a ɛkata ne yam adeɛ ho, nsono no ho sradeɛ nyinaa,+ 15 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn n’asene no. Ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho. 16 Ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so. Wei yɛ aduane,* afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye. Sradeɛ no nyinaa yɛ Yehowa dea.+
17 “‘Momma wei nyɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu wɔ baabi a mobɛtena biara: Monnni sradeɛ anaa mogya+ biara.’”