Numeri
14 Na asafo no nyinaa maa wɔn nne so sui, na ɔman no kɔɔ so bɔɔ bena, na wɔsuu saa anadwo no nyinaa.+ 2 Na Israelfoɔ nyinaa firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose ne Aaron,+ na asafo no nyinaa kasa tiaa wɔn sɛ: “Sɛ yɛwuwuu wɔ Egypt asaase so anaa yɛwuwuu wɔ serɛ yi so mpo a, anka ɛyɛ! 3 Adɛn nti na Yehowa de yɛn aba asaase yi so sɛ wɔmfa sekan nkunkum yɛn?+ Wɔbɛsoa yɛn yerenom ne yɛn mma akɔ.+ Sɛ yɛsan kɔ Egypt a, anka ɛnyɛ?”+ 4 Wɔkekaa mpo sɛ: “Momma yɛnyi obi nni yɛn anim na yɛnsan nkɔ Egypt!”+
5 Ɛnna Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Israel asafo a wɔahyiam no nyinaa anim. 6 Na Nun ba Yosua+ ne Yefune ba Kaleb+ a wɔka wɔn a wɔwiaa wɔn ho kɔhwɛɛ asaase no ho no sunsuan wɔn ntaadeɛ mu. 7 Na wɔka kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: “Asaase a yɛkɔfaa so hwɛɛ sɛdeɛ ɛteɛ no yɛ asaase papa paa.+ 8 Sɛ Yehowa agye yɛn atom a, ɛnneɛ deɛ ɛteɛ biara ɔde yɛn bɛkɔ asaase yi so na ɔde ama yɛn, asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no.+ 9 Enti monhwɛ na moante atua antia Yehowa, na monnsuro nnipa a wɔte asaase no so no,+ ɛfiri sɛ wɔyɛ koko koraa ma yɛn.* Wɔnni ahobammɔ biara, na yɛn deɛ, Yehowa ka yɛn ho.+ Monnsuro wɔn.”
10 Nanso asafo no nyinaa kaa sɛ wɔnsi wɔn aboɔ.+ Ɛnna Yehowa animuonyam daa adi wɔ ahyiaeɛ ntomadan no so maa Israelfoɔ no nyinaa hunuiɛ.+
11 Ɛnna Yehowa bisaa Mose sɛ: “Da bɛn koraa na ɔman yi de obuo bɛma me?+ Na nsɛnkyerɛnne a mayɛ wɔ wɔn mu yi nyinaa akyi no, da bɛn na wɔbɛgye me adi?+ 12 Ma memfa nsanyareɛ a ɛdi awuo mmra wɔn so na menhye wɔn ase, na memma wonyɛ ɔman kɛseɛ a ɛyɛ den sene wɔn.”+
13 Nanso Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Sɛ woyɛ saa a, Egyptfoɔ a wode wo tumi yii ɔman yi firii wɔn mu no bɛte,+ 14 na wɔbɛka ho asɛm akyerɛ nnipa a wɔte asaase yi so no. Wɔn nso ate sɛ wo Yehowa, wowɔ ɔman yi mu,+ na woayi wo ho adi akyerɛ wɔn animu ne animu.+ Wone Yehowa, na wo mununkum na ɛkata wɔn so. Na wodi wɔn anim awia wɔ mununkum dum mu, na anadwo nso, wodi wɔn anim wɔ egya dum mu.+ 15 Sɛ wokum nnipa yi nyinaa prɛko pɛ* a, aman a wɔate wo ho asɛm no bɛka sɛ: 16 ‘Yehowa antumi amfa ɔman yi ankɔ asaase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, enti wakunkum wɔn wɔ serɛ no so.’+ 17 Enti Yehowa, mepa wo kyɛw, ma wo tumi nyɛ kɛse, ɛfiri sɛ wohyɛɛ bɔ sɛ: 18 ‘Yehowa, deɛ ne bo mfu ntɛm, deɛ ne dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano,+ deɛ ɔde mfomsoɔ ne mmarato ne bɔne kyɛ, nanso ɔmma deɛ odi fɔ mfa ne ho nni da. Ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom so.’+ 19 Mepa wo kyɛw, wo dɔ bebrebe a ɛnni hwammɔ no nti, fa ɔman yi bɔne kyɛ wɔn, sɛdeɛ wode wɔn bɔne akyɛ wɔn firi Egypt abɛsi nnɛ no.”+
20 Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Deɛ woaka yi nti, mede wɔn bɔne akyɛ wɔn.+ 21 Nanso mete ase yi, Yehowa animuonyam bɛhyɛ asaase nyinaa ma.+ 22 Mmarima a wɔhuu m’animuonyam ne anwanwadeɛ ahodoɔ a meyɛɛ+ wɔ Egypt ne serɛ yi so, a ne nyinaa akyi wɔakɔ so asɔ me ahwɛ+ mprɛ du nie a wɔantie me no,+ wɔn mu baako mpo 23 renhunu asaase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no. Wɔn a wɔmmu me no, wɔn mu baako mpo nni hɔ a ɔbɛhunu.+ 24 Nanso ɛsiane sɛ m’akoa Kaleb+ da nso,* na wakɔ so de n’akoma nyinaa adi m’akyi nti, deɛ ɛteɛ biara mede no bɛkɔ asaase a ɔkɔhwɛɛ so no so, na ɛbɛyɛ n’asefoɔ dea.+ 25 Amalekfoɔ ne Kaananfoɔ+ tete ɛbɔn no mu,* enti ɔkyena monnane mo ho nkɔfa Ɛpo Kɔkɔɔ kwan no so nkɔ serɛ no so.”+
26 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 27 “Amumuyɛfoɔ asafo yi bɛnwiinwii atia me akɔsi da bɛn?+ Mate anwiinwii a Israelfoɔ renwiinwii tia me no.+ 28 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie, “Sɛ́ mete ase yi, deɛ moaka ama aduru m’asom no, saa ara na mede bɛyɛ mo!+ 29 Mo afunu bɛdeda serɛ yi so,+ aane, mo a wɔkan mo a moadi mfeɛ 20 rekɔ nyinaa, mo a monwiinwii tiaa me no nyinaa.+ 30 Mo mu biara nni hɔ a ɔbɛkɔ asaase a mekaa ntam* sɛ mɛma moatena so no so,+ gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.+
31 “‘“Na mo mma a mokaa sɛ wɔbɛsoa wɔn akɔ no, mede wɔn nso bɛkɔ bi,+ na wɔbɛhunu asaase a moapo no.+ 32 Mo deɛ, mo afunu bɛdeda serɛ yi so. 33 Na mo mma bɛyɛ nnwanhwɛfoɔ wɔ serɛ no so mfeɛ 40,+ na nokorɛ a moanni* no, wɔbɛtua ho ka akɔsi sɛ mo mu deɛ ɔtwa toɔ bɛwu atɔ serɛ yi so.+ 34 Nna a mode kɔhwɛɛ asaase no yɛ nnafua 40,+ enti mfeɛ 40 na mode bɛsoa mo bɔne.+ Da koro biara bɛyɛ afe, na po a mopoo me no,* mobɛhunu ne nsunsuansoɔ.
35 “‘“Me, Yehowa, makasa. Na amumuyɛfoɔ asafo yi nyinaa, wɔn a wɔaka abom asɔre atia me no, deɛ mɛyɛ wɔn nie: Serɛ yi so na wɔn awieeɛ bɛba, na ɛha na wɔbɛwuwu.+ 36 Na mmarima a Mose somaa wɔn kɔhwɛɛ asaase no, a wɔde asaase no ho amanneɛbɔ a ɛtu akoma baeɛ maa asafo no nyinaa nwiinwii tiaa no no,+ 37 aane, mmarima a wɔde asaase no ho amanneɛbɔ a ɛtu akoma baeɛ no, mɛtwe wɔn aso, na wɔbɛwuwu wɔ Yehowa anim.+ 38 Na Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb a wɔka nkurɔfoɔ a wɔkɔhwɛɛ asaase no ho no deɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara wɔbɛkɔ so atena ase.”’”+
39 Berɛ a Mose kaa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa no, ɔman no firii aseɛ dii awerɛhoɔ yie. 40 Afei wɔsɔree anɔpatutuutu sɛ wɔreforo akɔ bepɔ no apampam, na wɔkaa sɛ: “Yɛayɛ krado sɛ yɛbɛforo akɔ baabi a Yehowa kaa ho asɛm no, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne.”+ 41 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Adɛn nti na morebu Yehowa asɛm so? Ɛrensi mo yie. 42 Monhwɛ na moamforo ankɔ, ɛfiri sɛ Yehowa nka mo ho; anyɛ saa a, mobɛdi nkoguo wɔ mo atamfo anim.+ 43 Hwɛ, Amalekfoɔ ne Kaananfoɔ wɔ hɔ,+ na wɔne mo bɛko, na wɔde sekan bɛkunkum mo. Ɛsiane sɛ moafiri Yehowa akyi nti, Yehowa nso renni mo akyi bio.”+
44 Nanso wɔyɛɛ asoɔden, na wɔforo kɔɔ bepɔ no apampam,+ na Yehowa apam adaka no ne Mose amfiri asoɛeɛ no mfimfini ankɔ.+ 45 Na Amalekfoɔ ne Kaananfoɔ a wɔtete saa bepɔ no so no siane bɛto hyɛɛ wɔn so kunkum wɔn, na wɔbɔɔ wɔn a wɔaka no hwete kɔɔ Horma tɔnn.+