Dwom
Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; Gitit* so. Dawid dwom.
8 O yɛn Awurade Yehowa, hwɛ sɛdeɛ wo din yɛ kɛse wɔ asaase nyinaa so,
2 Mmɔfra ne nkɔkoaa anom+ na woama ahoɔden afiri aba,
Ɛsiane wɔn a wɔtan wo nti;
Woama ɔtamfo ne ɔwerɛdifoɔ aka wɔn ano atom.
3 Sɛ mehu ɔsoro nneɛma a woayɛ, wo nsateaa ano adwuma,
Bosome ne nsoromma a woasiesie no a,+
4 Ɔdasani ne hwan a wokae no,
Na onipa ba ne hwan a wodwene ne ho?+
7 Nnwan ne anantwie nyinaa,
Ne wuram mmoa,+
8 Ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa,
Biribiara a ɛnenam ɛpo mu; wode ne nyinaa ama no.
9 O yɛn Awurade Yehowa, hwɛ sɛdeɛ wo din yɛ kɛse wɔ asaase nyinaa so!