106 Monyi Yah ayɛ!
Monna Yehowa ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ,+
Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.+
2 Hwan na ɔbɛtumi aka Yehowa nnwuma akɛseɛ nyinaa ho asɛm,
Na wama nnipa ate n’ayeyie nnwuma nyinaa?+
3 Anigyeɛ ne wɔn a wɔde atɛntenenee yɛ adwuma
Na wɔyɛ adetenenee berɛ nyinaa.+
4 O Yehowa, sɛ wodom wo man a, kae me.+
Hwɛ me so na gye me nkwa,
5 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a papa a woyɛ wɔn a woayi wɔn no, mɛnya mu kyɛfa,+
Na ama me ne wo man adi ahurisie,
Na me ne w’agyapadeɛ de anigyeɛ ayi wo ayɛ.
6 Yɛayɛ bɔne te sɛ yɛn agyanom;+
Yɛafom; yɛadi amumuyɛsɛm.+
7 Yɛn agyanom a na wɔwɔ Egypt no ante w’anwanwadwuma ase.
Wɔankae wo dɔ bebrebe a ɛnni hwammɔ no,
Na mmom wɔtee atua wɔ po no ho, Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.+
8 Nanso ne din nti, ɔgyee wɔn,+
Na ama nnipa ahunu ne kɛseyɛ.+
9 Ɔkaa Ɛpo Kɔkɔɔ no anim, na ɛweeɛ;
Ɔdii wɔn anim faa subunu no mu te sɛ deɛ wɔnam serɛ so;+
10 Ɔgyee wɔn firii wɔn a wɔkyiri wɔn no nsam;+
Ɔgyee wɔn firii wɔn atamfo nsam.+
11 Nsuo no kataa wɔn atamfo no so;
Wɔn mu baako mpo anka.+
12 Saa berɛ no, wɔnyaa ne bɔhyɛ mu gyidie,+
Na wɔtoo ayeyi dwom maa no.+
13 Nanso ankyɛ na wɔn werɛ fii deɛ ɔyɛeɛ no;+
Wɔantwɛn n’akwankyerɛ.
14 Wɔwɔ serɛ so no, wɔdii wɔn akɔnnɔ akyi;+
Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛɛ wɔ asaase pradadaa no so.+
15 Ɔyɛɛ wɔn abisadeɛ maa wɔn,
Nanso ɔde yare bɔne bobɔɔ wɔn maa wɔyɛɛ mmerɛ na wɔwuwuiɛ.+
16 Berɛ a wɔwɔ asoɛeɛ hɔ no, wɔn ani beree Mose
Ne Yehowa nipa kronkron+ Aaron.+
17 Ɛnna asaase mu paeeɛ, na ɛmenee Datan,
Na ɛkataa dɔm a na wɔka Abiram ho no so.+
18 Egya bɛtɔɔ dɔm no mu;
Egyaframa bɛhyee nnebɔneyɛfoɔ no.+
19 Wɔyɛɛ nantwie ba wɔ Horeb,
Na wɔkotoo dadeɛ honi.+
20 Animuonyam a anka ɛsɛ sɛ wɔde ma me no,
Nantwie a ɔwe wura honi mmom na wɔde maa no.+
21 Wɔn werɛ fii Onyankopɔn+ a ɔgyee wɔn
Na ɔyɛɛ nneɛma akɛseɛ wɔ Egypt no,+
22 Deɛ ɔyɛɛ anwanwadwuma wɔ Ham asaase so,+
Na ɔyɛɛ nneɛma a ɛyɛ hu wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho no.+
23 Anka ɔrema wɔatɔre wɔn ase,
Nanso Mose a wayi no no srɛ maa wɔn,
Na ɔtwee n’abufuo a ano yɛ den no saneeɛ.+
24 Asaase kamakama no, wɔbuu no atantanneɛ,+
Na wɔannya gyidie wɔ ne bɔhyɛ mu.+
25 Wɔnwiinwii wɔ wɔn ntomadan mu,+
Na wɔantie Yehowa nne.+
26 Enti ɔmaa ne nsa so kaa wɔn ntam
Sɛ ɔbɛma wɔawuwu wɔ serɛ no so;+
27 Ɔbɛma wɔn asefoɔ awuwu wɔ amanaman no mu,
Na wabɔ wɔn ahwete nsaase nyinaa so.+
28 Afei wɔkɔsom Baal-Peor,+
Na nneɛma a wɔde bɔɔ afɔreɛ maa deɛ nkwa nnim na wɔdiiɛ.
29 Wɔde wɔn nneyɛɛ hyɛɛ no abufuo,+
Na ɔhaw baa wɔn so.+
30 Nanso berɛ a Finehas sɔre yɛɛ ho biribi no,
Ɔhaw no to twaeɛ.+
31 Na wɔbuu no sɛ ɔyɛ ɔteneneeni,
Na awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, wɔbɛbu no saa daa.+
32 Wɔhyɛɛ Onyankopɔn abufuo wɔ Meriba nsuo ho,
Na wɔn nti, ɛwiee Mose bɔne.+
33 Wɔhyɛɛ no ahometeɛ
Maa no kasaa basabasa.+
34 Wɔantɔre amanaman no ase+
Sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ wɔn no.+
35 Mmom wɔne amanaman no bɔeɛ,+
Na wɔsuasuaa wɔn nneyɛɛ.+
36 Wɔkɔsom wɔn abosom,+
Na ɛsum wɔn fidie.+
37 Wɔde wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa
Bɔɔ afɔreɛ maa ahonhommɔne.+
38 Wɔhwiee mogya a ɛdi bem guiɛ;+
Wɔde wɔn ankasa mma mmarima ne wɔn mma mmaa mogya
Bɔɔ afɔreɛ maa Kaananfoɔ abosom,+
Na mogyahwieguo maa asaase no ho guu fĩ.
39 Wɔde wɔn nnwuma guu wɔn ho fĩ,
Na wɔnam wɔn nneyɛɛ so ne anyame foforɔ bɔɔ adwaman.+
40 Enti Yehowa bo fuu ne man dendeenden,
Na n’agyapadeɛ no bɛyɛɛ akyiwadeɛ maa no.
41 Mprɛ pii na ɔde wɔn hyɛɛ amanaman no nsa+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔkyiri wɔn no bɛdi wɔn so;+
42 Wɔn atamfo no hyɛɛ wɔn so;
Wɔdii wɔn so tumi.
43 Mprɛ pii na ɔgyee wɔn,+
Ne nyinaa akyi, wɔkɔɔ so tee atua, na wɔyɛɛ asoɔden,+
Na wɔn mfomsoɔ nti, ɔbrɛɛ wɔn ase.+
44 Nanso ɔhunuu deɛ wɔrefa mu,+
Na ɔtiee wɔn sufrɛ.+
45 Wɔn nti, ɔkaee n’apam,
Na ne dɔ kɛseɛ a ɛnni hwammɔ nti, wɔn asɛm yɛɛ no mmɔbɔ.+
46 Ɔmaa nkurɔfoɔ a wɔde wɔn yɛɛ nkoa no nyinaa
Huu wɔn mmɔbɔ.+
47 O Yehowa yɛn Nyankopɔn, gye yɛn;+
Boaboa yɛn ano firi amanaman no nsam+
Na yɛmfa aseda mma wo din kronkron no,
Na yɛmfa ahosɛpɛ nyi wo ayɛ.+
48 Ayeyie nka Israel Nyankopɔn Yehowa
Daa daa.+
Ma ɔman no nyinaa nka sɛ, “Amen!”
Monyi Yah ayɛ!