Yesaia
5 Obi bɛka sɛ: “Meyɛ Yehowa dea.”+
Na obi foforɔ nso afrɛ ne ho Yakob,
Na foforɔ nso bɛtwerɛ agu ne nsa ho sɛ: “Yehowa dea.”
Na ɔbɛfa Israel din ato ne ho.’
‘Mene deɛ ɔdi kan ne deɛ ɔdi akyire.+
Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho.+
Ma no mpae mu nka; ɔnka, na ɔmfa ho adanseɛ nsi m’anim!+
Sɛdeɛ mayɛ firi berɛ a mede tetefoɔ no baeɛ no,
Momma wɔnka nneɛma a ɛreba
Ne deɛ ɛbɛba daakye.
Memmaa mo mu biara ntee, na menkaa ho asɛm nkyerɛɛ mo anaa?
Mone m’adansefoɔ.+
Onyankopɔn bi wɔ hɔ ka me ho anaa?
Daabi, Ɔbotan biara nni hɔ ka me ho.+ Menhunuu bi.’”
10 Hwan na ɔbɛnwene onyame anaa ɔbɛyɛ dadeɛ honi*
A mfasoɔ biara nni so?+
11 Hwɛ! Wɔn a wɔka ne ho nyinaa ani bɛwu!+
Wɔn a wɔyɛ ahoni no yɛ nnipa kɛkɛ.
Ma wɔn nyinaa nhyia, na wɔnnyina hɔ.
Ehu bɛka wɔn, na wɔn nyinaa ani bɛwu.
12 Ɔtomfoɔ de dadeɛ to gya mu, na ɔde ne dadeɛ yɛ ho adwuma.
Afei ɛkɔm de no, na n’ahoɔden so te.
Ɔnnom nsuo, enti ɔbrɛ.
13 Duadwumfoɔ twe susuhoma, ɔde kyɔɔk kɔkɔɔ sensan dua ho.
Ɔde adeɛ sene, na ɔde kɔmpase sensan ho.
14 Obi nso adwuma ne sɛ ɔbɛbu sida nnua.
Ɔhwehwɛ dua bi, odum,
Na ɔma no nyini wɔ kwaeɛ mu nnua mu.+
Ɔdua ɔsennuro, na nsuo tɔ gu so ma ɛnyini.
15 Afei onipa de sɔ gya.
Ɔyi bi tena ho ma ne ho yɛ no hye;
Ɔde bi sɔ gya de to paanoo.
Na ɔde bi nso yɛ onyame som no.
Ɔde yɛ ohoni, na ɔkoto n’anim.+
16 Ɔde fã sɔ gya;
Saa fã no, ɔde toto nam we mee.
Afei ɔtena gya no ho ma ne ho yɛ no hye, na ɔka sɛ:
“Aa! Egya a merehwɛ yi ama me ho ayɛ me hye.”
17 Na ɔde deɛ aka no yɛ onyame, ɔde yɛ ne honi.
Ɔkoto no, na ɔsom no.
Ɔbɔ no mpaeɛ, na ɔka sɛ:
“Gye me, ɛfiri sɛ wone me nyame.”+
18 Wɔnnim hwee, na wɔnte hwee ase,+
Ɛfiri sɛ wɔaka wɔn ani afemfam so na ɛnhunu adeɛ,
Na wɔn akoma ntumi nte asɛm ase.
19 Obiara nnwene wɔ n’akomam,
Na obi nni nimdeɛ anaa nhunumu a ɔbɛka sɛ:
“Mede fã sɔɔ gya,
Metoo paanoo wɔ ne nsramma so, na metotoo nam wɔ so wee.
Memfa deɛ aka no nyɛ akyiwadeɛ anaa?+
Dua sini* na mensom no anaa?”
20 Ɔdi nsõ.
Ɔno ara n’akoma daadaafoɔ no ama no ayera.
Ɔntumi nnye ne ho,* na ɔntumi mmisa sɛ:
“Enti ɛnyɛ atorɔ na ɛwɔ me nsa nifa mu yi?”
21 “Kae weinom, O Yakob, ne wo, O Israel,
Ɛfiri sɛ woyɛ m’akoa.
Me na meyɛɛ wo, na woyɛ m’akoa.+
O Israel, me werɛ remfi wo.+
22 Mɛpepa wo mmarato te sɛ deɛ mununkum akata so,+
Na mapepa wo bɔne te sɛ deɛ mununkum tumm akata so.
San bra me nkyɛn, na mɛgye wo.+
23 Ɔsoro, monni ahurisie,
Ɛfiri sɛ Yehowa akeka ne ho!
Asaase ase tɔnn, mommɔ ose!
Mmepɔ, monni ahurisie,+
Kwaeɛ ne emu nnua nyinaa!
Ɛfiri sɛ Yehowa agye Yakob,
Na wada n’animuonyam adi wɔ Israel so.”+
“Mene Yehowa, deɛ ɔyɛɛ nneɛma nyinaa.
Hwan na na ɔka me ho?
25 Me na mesɛe wɔn a wɔka nsɛnhunu* no nsɛnkyerɛnne,
Na me na mema wɔn a nkurɔfoɔ kɔ wɔn nkyɛn abisa yɛ sɛ nkwaseafoɔ;+
Me na mema anyansafoɔ adwene tu fra,
Na mema wɔn nimdeɛ dane nkwaseasɛm;+
26 Mene deɛ ɔma n’akoa asɛm yɛ nokorɛ,
Na ɔma wɔn a ɔsoma wɔn no nkɔmhyɛ ba mu korakora;+
Deɛ ɔka fa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛtena mu,’+
Ne Yuda nkuro ho sɛ, ‘Wɔbɛsan akyekyere,+
Na n’amamfo nso, mɛma asi ne dada mu’;+
27 Me na meka kyerɛ nsuo a emu dɔ sɛ, ‘We,
Na mɛma wo nsubɔnten nyinaa awewe’;+
28 Me na meka Kores+ ho asɛm sɛ, ‘Ɔyɛ me dwanhwɛfoɔ,
Na ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa akɔsi aseɛ’;+
Me na meka Yerusalem ho asɛm sɛ, ‘Wɔbɛsan akyekyere,’
Ne asɔrefie no ho sɛ, ‘Wɔbɛto wo fapem.’”+