ƆSƐNKAFO
1 Dawid ba, ɔsɛnkafo*+ a odii hene wɔ Yerusalem no,+ ne nsɛm ni.
6 Mframa kɔ anaafo, na etwa ne ho kɔ atifi;
Etwa ne ho frɛdɛfrɛdɛ; mframa kɔ so ara twa ne ho.
7 Nsubɔnten* nyinaa tene kogu po mu, nanso ɛpo nyɛ ma da.+
Baabi a nsubɔnten no fi ba no, ɛhɔ ara na ɛsan kɔ, na asan afi hɔ aba bio.+
8 Ade nyinaa yɛ ɔbrɛ nko ara;
Obiara ntumi nka ho asɛm mpo.
Ani hwɛ ade a, ɛmmee,
Na aso nso tie asɛm a, ɛnyɛ ma.
9 Nea aba pɛn no, ɛno ara na ɛbɛsan aba,
Na nea wɔayɛ pɛn no, ɛno ara na wɔbɛsan ayɛ bio;
Ade foforo biara nni wiase.+
10 Ɛdɛn paa na ɛwɔ hɔ a obi betumi aka sɛ, “Hwɛ, ade yi yɛ ade foforo”?
Ɛwɔ hɔ fi teteete;
Ɛwɔ hɔ dedaadaw ansa na yɛreba.
11 Obiara nkae tetefo;
Na nkyirimma nso, obiara renkae wɔn,
Wɔn a wobedi wɔn akyi aba nso renkae wɔn.+
12 Me ɔsɛnkafo no, midii Israel so hene wɔ Yerusalem.+ 13 Mede sii m’ani so sɛ biribiara a wɔyɛ wɔ ɔsoro ase,+ kyerɛ sɛ, adwumahunu a Onyankopɔn de ama nnipa a egye wɔn adwene no, mede nyansa+ besua ho ade na mahwehwɛ mu.
15 Nea akyea no, wɔrentumi nteɛ no,
Na nea enni hɔ nso, wɔrentumi nkan mma ɛnyɛ yiye.
16 Ɛnna mekae wɔ me komam sɛ: “Hwɛ! Mahu nyansa pii asen wɔn a wodii me kan wɔ Yerusalem nyinaa,+ na me koma anya nyansa ne nimdeɛ pii.”+ 17 Mede me koma hwehwɛɛ nyansa ne adammɔ* ne nkwaseasɛm.+ Na eyi nso yɛ ahuhude, na ɛyɛ ɔbrɛgu.*
18 Efisɛ nyansa bebrebe de ahometew bebree na ɛba.
Ɛno nti, obiara a ɔma ne nimdeɛ dɔɔso no, ɔma ne yaw nso dɔɔso.+
2 Ɛnna mekae wɔ me komam sɛ: “Ma minnye m’ani, na menhwɛ sɛ adepa befi mu aba a.” Nanso hwɛ! ɛno nso yɛ ahuhude.
2 Mekaa ɔserew ho asɛm sɛ, “Ɛyɛ abɔdamsɛm!”
Na mekaa anigye ho asɛm sɛ, “Mfaso bɛn na ɛwɔ so?”
3 Midwen ho wɔ me komam sɛ mɛnom nsã.*+ Na saa bere no nyinaa, mantow me nyansa ankyene. Nkwaseasɛm mpo, meyɛɛ no atuu hwɛe sɛ mehu ade a eye paa a ɛsɛ sɛ onipa de ne nkwa nna kakra a odi wɔ ɔsoro ase no yɛ. 4 Meyeyɛɛ nnwuma akɛse.+ Misisii adan;+ meyeyɛɛ bobefuw.*+ 5 Meyeyɛɛ nturo nketewa ne akɛse, na miduaa nnua a ɛsow aba nyinaa bi wom. 6 Meyeyɛɛ atare, na mede emu nsu guguu turom nnua* a ɛrenyin so. 7 Minyaa nkoa ne mfenaa,+ na wɔwoo nkoa* maa me wɔ me fi. Afei nso, minyaa nyɛmmoa bebree, anantwi ne nguan;+ minyaa bebree sen obiara a odii m’anim wɔ Yerusalem. 8 Meboaboaa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ano,+ ahemfo ne ahemman ademude.+ Meboaboaa mmarima ne mmea nnwontofo ano. Na nea ɛma nnipa mma ani gye nso, meboaboaa bi ano, ɔbea, yiw, mmea* bebree. 9 Ɛno nti, meyɛɛ kɛse, na minyaa ahode pii sen wɔn a wodii me kan wɔ Yerusalem nyinaa.+ Na me nyansa nso de, ammɔ me da.
10 Biribiara a me kɔn dɔe no,* mamfa ankame me ho.+ Mamfa anigye biara ankame me koma, efisɛ adwumaden a meyɛe nyinaa nti, me koma ani gyei. Ɛno ne akatua a minya fii adwumaden a meyɛe nyinaa mu.+ 11 Nanso bere a metenaa ase dwen adwuma a mede me nsa yɛe nyinaa ne adwumaden a mebrɛ yɛe ho no,+ mihui sɛ ade nyinaa yɛ ahuhude, na ɛyɛ ɔbrɛgu.*+ Biribiara nni wiase a mfaso wɔ so.+
12 Afei mitwaa m’ani hwɛɛ nyansa ne adammɔ ne nkwaseasɛm.+ (Ɛdɛn koraa na onipa a obedi ɔhene akyi aba no betumi ayɛ? Nea wɔayɛ dedaw no ara bi na ɔbɛyɛ.) 13 Na mihui sɛ mfaso wɔ nyansa so sen nkwaseasɛm,+ sɛnea mfaso wɔ hann so sen sum no.
14 Onyansafo de, n’aniwa wɔ ne tirim;*+ na ɔkwasea de, esum mu na ɔnam.+ Mabehu nso sɛ ewie wɔn nyinaa pɛ.+ 15 Enti mekae wɔ me komam sɛ: “Nea ɛto ɔkwasea no, ɛno ara bi na ɛbɛto me.”+ Ɛnde mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ mebɛyɛɛ onyansafo pii saa? Enti mekae wɔ me komam sɛ: “Eyi nso yɛ ahuhude.” 16 Onyansafo ne ɔkwasea nyinaa, wɔrenkae wɔn daa. Ɛrenni da bi, wɔrenkae obiara bio.+ Na ɔkwan bɛn na onyansafo bɛfa so awu? Obewu te sɛ ɔkwasea ara pɛ.+
17 Enti asetena fonoo me,+ efisɛ biribiara a wɔyɛ wɔ wiase no, mihui sɛ ɛyɛ ateetee. Efisɛ ade nyinaa yɛ ahuhude,+ na ɛyɛ ɔbrɛgu.*+ 18 Ɛno nti, adwuma a mebrɛɛ denneennen yɛe wɔ wiase nyinaa,+ na mempɛ anim ahwɛ bio,* efisɛ megyaw hɔ ama onipa a obedi m’akyi aba.+ 19 Na hena na onim sɛ ebia ɔbɛyɛ onyansafo anaa ɔkwasea?+ Nanso nneɛma a mibirii me mogya ani de me nyansa pɛe wɔ wiase nyinaa no, ɔbɛfa. Eyi nso yɛ ahuhude. 20 Enti mifii ase dii awerɛhow wɔ me komam esiane adwumaden a mebrɛ yɛe wɔ wiase no nyinaa nti. 21 Efisɛ onipa betumi de ne nyansa ne ne nimdeɛ ne n’adwene ayɛ adwumaden, nanso obegyaw ne nyinaa ama* obi a wammrɛ ho.+ Eyi nso yɛ ahuhude ne awerɛhosɛm kɛse.*
22 Adwumaden a onipa yɛ nyinaa, ne adwuma a ne koma piapia no ma obiri ne mogya ani yɛ wɔ wiase no, ɛdɛn koraa na obenya afi mu?+ 23 Efisɛ ne nna nyinaa, n’adwuma ma ɔfa ɛyaw ne ateetee mu,+ na sɛ edu anadwo mpo a, ne koma nnye n’ahome.+ Eyi nso yɛ ahuhude.
24 Adepa biara nni hɔ mma onipa sen sɛ obedidi na wanom na wanya anigye* afi n’adwumaden mu.+ Eyi nso mahu sɛ efi nokware Nyankopɔn no nsam.+ 25 Na hena na odidi na ɔnom yiye sen me?+
26 Onipa a nokware Nyankopɔn no gye no tom no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigye.+ Na ɔbɔnefo de, adwuma a ɔde ama no ara ne sɛ ɔmmoaboa nneɛma ano mfa mma onipa a nokware Nyankopɔn no gye no tom no.+ Eyi nso yɛ ahuhude, na ɛyɛ ɔbrɛgu.*
3 Biribiara wɔ ne bere a wɔahyɛ ato hɔ,
Adwuma biara wɔ ne bere wɔ ɔsoro ase:
2 Awo wɔ ne bere, ɛnna owu nso wɔ ne bere;
Bere a wɔde dua ade wɔ hɔ, ɛnna bere a wɔde tutu nea wɔadua nso wɔ hɔ;
3 Okum wɔ ne bere, ɛnna ayaresa nso wɔ ne bere;
Bere a wɔde bubu wɔ hɔ, ɛnna bere a wɔde si nso wɔ hɔ;
4 Osũ wɔ ne bere, ɛnna ɔserew nso wɔ ne bere;
Benabɔ wɔ ne bere, ɛnna asaw* nso wɔ ne bere;
5 Bere a wɔde tow abo gu wɔ hɔ, ɛnna bere a wɔde boaboa abo ano nso wɔ hɔ;
Bere a wɔyɛ atuu wɔ hɔ, ɛnna bere a wɔnyɛ atuu nso wɔ hɔ;
6 Bere a wɔhwehwɛ ade wɔ hɔ, ɛnna bere a wogyae nea ayera akyi di nso wɔ hɔ;
Bere a wɔkora ade so wɔ hɔ, ɛnna bere a wɔtow ade kyene nso wɔ hɔ;
7 Bere a wɔtetew ade mu wɔ hɔ,+ ɛnna bere a wɔpam ade nso wɔ hɔ;
Kommyɛ wɔ ne bere,+ ɛnna ɔkasa nso wɔ ne bere;+
8 Ɔdɔ wɔ ne bere, ɛnna ɔtan nso wɔ ne bere;+
Ɔko wɔ ne bere, ɛnna asomdwoe nso wɔ ne bere.
9 Ɛdɛn na odwumayɛni nya fi ne brɛ nyinaa mu?+ 10 Mahu adwuma a Onyankopɔn de ama nnipa mma sɛ ennye wɔn adwene no. 11 Wayɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ* wɔ ne bere mu.+ Ɔde bere a enni awiei mpo ahyɛ wɔn komam, nanso adwuma a nokware Nyankopɔn no ayɛ fi mfiase kosi awiei no, nnipa renhu mu da.
12 Mahu sɛ adepa biara nni hɔ mma nnipa sen sɛ wobegye wɔn ani na wɔayɛ adepa wɔ wɔn asetena mu.+ 13 Nea ɛka ho bio nso ne sɛ obiara bedidi na wanom na wanya anigye wɔ n’adwumaden nyinaa mu; ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde.+
14 Mahu sɛ biribiara a nokware Nyankopɔn no yɛ no, ɛbɛtena hɔ daa. Wɔrentumi mfa biribiara nka ho, na wɔrentumi nyi biribiara nso mfi mu. Nokware Nyankopɔn no na ayɛ no saa, sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa besuro no.+
15 Nea aba biara, ebi aba pɛn, na nea ɛbɛba biara nso, ebi aba dedaw;+ nanso nokware Nyankopɔn no hwehwɛ nea nnipa adi akyi.*
16 Nea masan ahu wɔ wiase ni: Baabi a wobu atɛntrenee no, atirimɔdensɛm na ɛwɔ hɔ, na baabi a wodi asɛntrenee no, atirimɔdensɛm na ɛwɔ hɔ.+ 17 Enti mekae wɔ me komam sɛ: “Nokware Nyankopɔn no bebu atreneefo ne abɔnefo nyinaa atɛn,+ efisɛ adwuma biara wɔ ne bere, na ade biara nso wɔ bere a wɔde yɛ.”
18 Mesan kaa nnipa mma ho asɛm wɔ me komam sɛ, nokware Nyankopɔn no bɛsɔ wɔn ahwɛ na wama wɔahu sɛ wɔte sɛ mmoa. 19 Efisɛ nnipa awiei wɔ hɔ, ɛnna mmoa nso awiei wɔ hɔ; wɔn nyinaa awiei yɛ baako.+ Sɛnea oyi wu te no, saa ara na oyi nso wu te; na wɔn nyinaa wɔ honhom baako.+ Enti onipa nkyɛn aboa, na ade nyinaa yɛ ahuhude. 20 Wɔn nyinaa kɔ faako.+ Wɔn nyinaa fi dɔte mu,+ na wɔn nyinaa san kɔ dɔte mu.+ 21 Hena paa na onim sɛ ebia nnipa honhom foro kɔ soro, na aboa honhom de, esian kɔ asaase ase?+ 22 Mahu sɛ adepa biara nni hɔ sen sɛ onipa benya anigye afi n’adwuma mu,+ efisɛ ɛno ne n’akatua.* Na ne kɔ akyi no, hena na obetumi ama wahu nea ebesi wɔ n’akyi?+
4 Mesan hwɛɛ nneɛma a nkurɔfo yɛ de hyɛ nnipa so wɔ wiase nyinaa no. Mihuu wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nisu, na na obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye wɔn werɛ.+ Ná wɔn a wɔhyɛ nkurɔfo so no wɔ tumi, na na obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye wɔn a wɔhyɛ wɔn so no werɛ. 2 Enti mekamfoo nnipa* a wɔawuwu dedaw no sen nnipa* a wɔda so te ase no.+ 3 Na nea ne de ye sen wɔn nyinaa ne nea wonnya nwoo no,+ nea onhuu awurukasɛm a wodi* wɔ wiase no.+
4 Na mahu sɛnea nnipa ntam akansi nti, nkurɔfo yere wɔn ho yɛ adwuma ma wɔben adwumayɛ mu.+ Eyi nso yɛ ahuhude, na ɛyɛ ɔbrɛgu.*
5 Ɔkwasea bobɔw ne nsa, na ɔfɔn.*+
6 Sɛ obi gye n’ahome kakra a, eye sen sɛ ɔbɛyɛ adwumaden bebree; ɛyɛ ɔbrɛgu.*+
7 Mesan hwɛɛ ade foforo bi nso a ɛyɛ ahuhude wɔ wiase: 8 Ɔbarima bi wɔ hɔ. Ɔno nko ara na ɔwɔ hɔ, na obiara nka ne ho. Onni ba anaa nua biara, nanso ɔyɛ adwumaden a onnyae. Ahonyade biara nsɔ n’ani.+ Nanso ommisaa ne ho sɛ, ‘Hena koraa na merebrɛ ama no, a ne nti mede nneɛma pa rekame me ho* yi’?+ Eyi nso yɛ ahuhude ne adwumahunu.+
9 Baanu ye sen ɔbaako,+ efisɛ wonya wɔn adwumaden so akatua pa.* 10 Na sɛ ɔbaako hwe ase a, nea ɔka ne ho no betumi ama no so. Na ɔbaakofo a ɔhwe ase a obi nka ne ho a ɔbɛma no so no, ebewie no dɛn?
11 Bio nso, sɛ baanu da a, wɔn ho bɛyɛ wɔn hyew, na ɔbaakofo de, ɛbɛyɛ dɛn na ne ho ayɛ no hyew? 12 Obi betumi adi ɔbaakofo so, nanso baanu de, wobetumi ne no de asi ani. Na hama a ɛbɔ ho abiɛsa no, emu rentew ntɛm.*
13 Abofra hiani a onim nyansa ye sen ɔhene akwakoraa gyimifo+ a ontie kɔkɔbɔ bio.+ 14 Afiase na ofi* bedii hene;+ nso wɔwoo no ohiani wɔ ɔbaako no ahenni mu.+ 15 Mahu wɔn a wɔte ase a wɔnenam wiase nyinaa ne sɛnea ewie abofra a obedii ɔbaako no ade no. 16 Ɛwom, n’akyitaafo rensa da, nanso wɔn a wobedi n’akyi aba no ani rennye ne ho.+ Eyi nso yɛ ahuhude, na ɛyɛ ɔbrɛgu.*
5 Bere biara a wobɛkɔ nokware Nyankopɔn no fi no, hwɛ w’anammɔn yiye.+ Eye sɛ wobɛkɔ hɔ na woakɔyɛ aso atie+ sen sɛ wobɛbɔ afɔre sɛnea nkwaseafo yɛ no,+ efisɛ wɔn de, wonnim sɛ nea wɔreyɛ no yɛ bɔne.
2 Mma w’ano mmpere wo, na wo koma nso, mma ɛmmpere ne ho nnka asɛm bi wɔ nokware Nyankopɔn no anim.+ Efisɛ nokware Nyankopɔn no wɔ soro, na wo de, asaase so na wowɔ. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ wo nsɛm yɛ kakraa bi no.+ 3 Nneɛma pii a nnipa dwen ho na ɛde adaeso ba,+ na nsɛm bebrebe na ɛma wɔte ɔkwasea nsɛnkeka.+ 4 Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubedi so,+ efisɛ n’ani nnye nkwaseafo ho.+ Ɛbɔ a woahyɛ no, di so.+ 5 Eye sɛ worenhyɛ bɔ sen sɛ wobɛhyɛ bɔ na wunni so.+ 6 Mma w’ano nnnyigye wo* nnkɔ bɔne mu,+ na nka wɔ ɔbɔfo* no anim sɛ ɛyɛ mfomso.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woka biribi ma ɛno nti nokware Nyankopɔn no bo fuw na ɔsɛe wo nsa ano adwuma?+ 7 Na sɛnea nneɛma pii a nnipa dwen ho de adaeso ba no,+ saa ara na kasa dodow nso de ahuhude ba. Enti suro nokware Nyankopɔn no.+
8 Sɛ wuhu sɛ obi hyɛ ohiani so, na ɔkyea atemmu, na ɔdan trenee ani wɔ wo mantam mu a, mma ɛnnyɛ wo nwonwa.+ Efisɛ saa ɔpanyin no, obi a ɔkorɔn sen no rehwɛ no, na ebinom nso wɔ hɔ a wɔkorɔn sen wɔn.
9 Bio nso, wɔkyɛ asaase no so aba ma wɔn nyinaa; ɔhene mpo, odidi asaase no so bi.+
10 Nea n’ani bere dwetɛ no, dwetɛ remmee no da, na nea n’ani bere ahonyade nso, sika remmee no da.+ Eyi nso yɛ ahuhude.+
11 Sɛ nneɛma pa dɔɔso a, wɔn a wodi nso dɔɔso.+ Na mfaso bɛn na ɛwɔ so ma ne wura? N’ani kɛkɛ na ɔde hwɛ.+
12 Sɛ akoa didi kakraa bi oo, sɛ odidi pii oo, ne nna yɛ no dɛ. Na ɔdefo de, nneɛma pii a ɔwɔ no mma ontumi nna.
13 Awerɛhosɛm kɛse* bi wɔ hɔ a mahu wɔ wiase. Ɛne sɛ: Obi boaboa ahonyade ano sie ma ɛdan ɔhaw ma no. 14 Ɔde n’ahonyade no hyɛ adwuma mu, na ne dwetiri no hyew ma saa ahonyade no fi ne nsa. Enti bere a ɔbɛwo ba no, na onni hwee wɔ ne nsam.+
15 Sɛnea onipa de adagyaw fi ne maame yam bae no, saa ara na ɔbɛsan akɔ.+ Na ɔrentumi mfa adwuma a ɔbrɛ yɛe no mu biribiara nkura nkɔ.+
16 Eyi nso yɛ awerɛhosɛm kɛse:* Sɛnea onipa bae no, saa ara na ɔbɛsan akɔ; na mfaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma nea ɔbrɛ ne ho yɛ adwuma gu mframa mu no?+ 17 Afei nso, da biara odidi wɔ sum mu, na ne haw, ne ne yare ne n’abufuw dɔɔso pii.+
18 Biribi wɔ hɔ a mahu sɛ eye na ɛfata. Ɛno ne sɛ onipa bedidi na wanom na wanya anigye afi adwumaden a ɔbrɛ ne ho yɛ+ wɔ wiase no mu, adwumaden a ɔyɛ wɔ ne nkwa nna kakra a nokware Nyankopɔn no de ama no no nyinaa mu, efisɛ ɛno ne n’akatua.*+ 19 Bio nso, sɛ nokware Nyankopɔn no ma onipa nya sika ne ahonyade,+ na ɔma otumi de gye n’ani a, ɛsɛ sɛ oso n’akatua* no mu na ɔma n’ani gye n’adwumaden mu. Onyankopɔn akyɛde ne no.+ 20 N’adwene renkɔ ne nkwa nna a ɛretwam no so pii, efisɛ nokware Nyankopɔn no ma n’adwene kɔ anigye a wanya wɔ ne komam no so.+
6 Awerɛhosɛm* foforo bi nso wɔ hɔ a mahu wɔ wiase, na ɛto nnipa nyinaa. Ɛne sɛ: 2 Nokware Nyankopɔn no ma obi nya sika ne ahonyade ne anuonyam, na nea ɔpɛ biara, ne nsa ka;* nanso nokware Nyankopɔn no mma ontumi mfa nnye n’ani, na mmom ɔhɔho na ɔde gye n’ani. Eyi yɛ ahuhude ne amanehunu kɛse. 3 Sɛ onipa wo ɔha, na ɔtena ase mfe pii, na ɔbɔ akwakoraa, na sɛ ne nyinaa akyi no, wantumi* amfa nneɛma pa a ɔwɔ no annye n’ani ansa na wakɔ ɔdamoa mu a, metumi aka sɛ abofra a wɔapɔn* no mpo ye sen no.+ 4 Wammɛyɛ hwee; esum mu na ɔkɔe, na esum akata ne din so. 5 Ɛwom sɛ wanhu owia da, na onnim biribiara de, nanso eye ma no koraa* sen nea odi kan no.+ 6 Sɛ obi di mfe mpem abien, na wannye n’ani a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Ɛnyɛ faako na obiara rekɔ?+
7 Brɛ a onipa brɛ nyinaa, ɔbrɛ de hyɛ n’anom ma;+ nanso ɔmmee da.* 8 Dɛn na onyansafo de kyɛn ɔkwasea,+ na sɛ ohiani nim sɛnea ɔbɛsonsɔn ne ho* a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? 9 Eye sɛ nea w’ani hu no, wobɛma w’ani agye ho sen sɛ wubekyinkyin* adi w’akɔnnɔ akyi. Eyi nso yɛ ahuhude, na ɛyɛ ɔbrɛgu.*
10 Nea aba biara, ɛwɔ din dedaw, na sɛnea onipa te nso, obiara nim; ɔrentumi ne nea ɔwɔ tumi sen no no ntwe manso. 11 Sɛ nsɛm* dɔɔso a, ahuhude nso dɔɔso; na mfaso bɛn na ɛde brɛ nnipa? 12 Hena na onim ade a eye paa sɛ onipa yɛ wɔ ne nkwa nna kakra a mfaso biara nni so no mu, ne nkwa nna a etwam te sɛ sunsuma no?+ Hena na obetumi akyerɛ onipa nea ebesi wɔ wiase wɔ ne kɔ akyi?
7 Din pa* ye sen ngo pa,+ na owuda ye sen awoda. 2 Eye sɛ wobɛkɔ awerɛhow fi sen sɛ wobɛkɔ apontow fi,+ efisɛ ɛno ne onipa biara awiei, na ɛsɛ sɛ ateasefo de hyɛ wɔn komam. 3 Awerɛhow ye sen ɔserew,+ efisɛ sɛ onipa anim yɛ mmɔbɔmmɔbɔ a, ɛyɛ ne koma yiye.+ 4 Anyansafo koma wɔ awerɛhow fi, na nkwaseafo koma de, ɛwɔ anigye fi.+
5 Eye sɛ wubetie onyansafo animka+ sen sɛ wubetie nkwaseafo dwom. 6 Sɛnea nsɔe a ɛredɛw wɔ kuku ase dede te no, saa ara na ɔkwasea serew te;+ eyi nso yɛ ahuhude. 7 Nhyɛso betumi ama onyansafo ayɛ n’ade sɛ ɔbɔdamfo, na adanmude* sɛe koma.+
8 Asɛm awiei ye sen ne mfiase. Eye sɛ wobɛtɔ wo bo ase sen sɛ wobɛma wo ho so.*+ 9 Nyɛ ntɛm mfa abufuw,*+ efisɛ nkwaseafo kokom na abufuw te.*+
10 Nka sɛ, “Adɛn nti na kan nna no ye sen nnɛ?” na nyansa nnim sɛ wubebisa saa.+
11 Nyansa a agyapade ka ho yɛ adepa, na mfaso wɔ so ma wɔn a wohu adekyee hann.* 12 Nyansa bɔ onipa ho ban+ sɛnea sika nso bɔ onipa ho ban no.+ Nanso nimdeɛ so mfaso ni: Nyansa kora ne wura nkwa so.+
13 Susuw nokware Nyankopɔn no adwuma ho hwɛ. Sɛ ɔkyea biribi a, hena na obetumi ateɛ no?+ 14 Ɛda pa ba a, gye w’ani,+ na amanehunu da* ba a, hu sɛ Onyankopɔn na ayɛ eyi nso aka ho,+ sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa rentumi nhu biribiara a ɛbɛto wɔn daakye.+
15 Me nkwa nna a mfaso biara nni so mu no,+ mahu ade nyinaa. Ebi ne sɛ, ɔtreneeni bi wɔ hɔ a, owu wɔ ne trenee mu,+ na ɔbɔnefo bi wɔ hɔ a, ne bɔne nyinaa akyi no, ɔtena ase kyɛ.+
16 Nyɛ wo ho ɔtreneeni dodo,+ na nyɛ wo ho onyansafo nso ntra so.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wosɛe wo ho?+ 17 Nyɛ bɔne mmoro so, na nyɛ ɔkwasea nso.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wuwu ansa na wo bere aso?+ 18 Eye paa sɛ wubeso kɔkɔbɔ a edi kan no mu, na worennyae nea edi akyiri no nso mu;+ efisɛ nea osuro Onyankopɔn no, obetie abien no nyinaa.
19 Nyansa ma onyansafo yɛ den sen kurow mu mmarima ahoɔdenfo du.+ 20 Na ɔtreneeni biara nni asaase so a adepa nko ara na ɔyɛ a ɔnyɛ bɔne da.+
21 Afei nso, mfa wo koma nni nsɛm a nnipa ka nyinaa akyi;+ anyɛ saa a, wobɛte sɛ w’akoa redome wo. 22 Efisɛ wunim wɔ wo komam paa sɛ, wo nso, woadome nkurɔfo mpɛn pii.+
23 Eyinom nyinaa mede nyansa sɔ hwɛe, na mekae sɛ: “Mɛyɛ onyansafo.” Nanso mantumi. 24 Nea aba nyinaa, yɛrentumi nhu mu; emu dɔ yiye. Hena na obetumi ate ase?+ 25 Mede sii m’ani so sɛ mehu na mapɛɛpɛɛ mu, na mahwehwɛ nyansa ne nea enti a nneɛma bi sisi, na mahu sɛnea nkwaseasɛm yɛ bɔne na adammɔ nso yɛ agyimisɛm.+ 26 Nea mihui ni: Ade a ɛyɛ nwene sen owu ne ɔbea a ɔte sɛ ofirisumfo atena, a ne koma te sɛ asau, na ne nsa te sɛ afiase nkɔnsɔnkɔnsɔn. Nea osuro nokware Nyankopɔn no, ɔbea no rentumi nkyere no.+ Ɔbɔnefo mmom na ɔbea no betumi akyere no.+
27 Ɔsɛnkafo no+ kae sɛ: “Hwɛ, nea mahu ni. Mehwehwɛɛ nneɛma no mu mmaako mmaako sɛnea ɛbɛyɛ a mehu nea ɛwom. 28 Nanso nea mekɔɔ so hwehwɛe no,* manhu. Nea mihui ne sɛ, wofa nnipa apem a, wubenya ɔbarima * baako wom, nanso worennya ɔbea baako mpo wom. 29 Nea mahu ara ne sɛ: Nokware Nyankopɔn no bɔɔ nnipa yiye,+ nanso wɔn ara na wɔafa akwan foforo bebree so.”+
8 Hena na ɔte sɛ onyansafo no? Na hena na onim sɛnea wɔsɔw ɔhaw ano?* Onipa nyansa ma n’anim tew, na sɛ waka n’anim asi so mpo a, ɛma ɔserew.
2 Mise: “Ntam a woaka Onyankopɔn nti,+ di ɔhene ahyɛde so.+ 3 Mpere wo ho mfi ɔhene anim nkɔ.+ Mfa wo ho mfɔrefɔre bɔne biara,*+ na obetumi ayɛ nea ɔpɛ biara, 4 efisɛ ɔhene kasa a, na wakasa;+ na hena na obetumi aka akyerɛ no sɛ: ‘Dɛn na woreyɛ yi?’”
5 Nea odi ahyɛde so no, ɔhaw* biara remma no so,+ na onyansafo koma behu bere a ɛfata, ɛne sɛnea wodi ade biara ho dwuma.*+ 6 Ade biara wɔ ne bere ne sɛnea wodi ho dwuma,*+ efisɛ nnipa haw dɔɔso. 7 Obiara nni hɔ a onim nea ɛbɛba, enti hena na obetumi akyerɛ ɔkwan a ɛbɛfa so aba?
8 Onipa biara nni honhom* no so tumi, na ɔrentumi nsiw honhom no kwan. Saa ara nso na obiara nni owuda so tumi.+ Sɛnea wɔmma obiara mfa ne ho nni wɔ ɔko bere mu no, saa ara nso na bɔne remma wɔn a wodi bɔne no mfa wɔn ho nni.*
9 Eyi nyinaa mahu, na mede me koma adi adwuma biara a wɔyɛ wɔ wiase no akyi. Saa bere no, mihui sɛ onipa di onipa so ma ewie no bɔne.*+ 10 Na mihui sɛ wɔresie abɔnefo, wɔn a na wodi kronkronbea hɔ akɔneaba no. Nanso ankyɛ na nnipa werɛ fii wɔn wɔ kurow a na wodi bɔne wom no mu.+ Eyi nso yɛ ahuhude.
11 Esiane sɛ wommu nneɛma bɔne ho atɛn ntɛm nti,+ nnipa asi wɔn bo sɛ wobedi bɔne.+ 12 Sɛ ɔbɔnefo yɛ bɔne mpɛn ɔha, na ɔtena ase kyɛ mpo a, minim sɛ ebesi wɔn a wosuro nokware Nyankopɔn no yiye, suro a wosuro no nti.+ 13 Na ɔbɔnefo de, ɛrensi no yiye,+ na ne nna a ɛte sɛ sunsuma no,+ ɔrentumi mma ɛnyɛ tenten, efisɛ onsuro Onyankopɔn.
14 Ahuhude bi kɔ so wɔ asaase so. Ɛne sɛ: Atreneefo bi wɔ hɔ a, wɔyɛ wɔn te sɛ nea wɔayɛ bɔne.+ Na abɔnefo bi nso wɔ hɔ a, wɔyɛ wɔn te sɛ nea wɔayɛ adetrenee.+ Mekae sɛ eyi nso yɛ ahuhude.
15 Enti mekae sɛ anigye ye,+ efisɛ adepa biara nni hɔ mma onipa wɔ wiase sen sɛ obedidi na wanom na wagye n’ani. Bere a onipa yɛ adwumaden wɔ ne nkwa nna mu,+ nna a nokware Nyankopɔn no de ama no wɔ wiase no, ɛsɛ sɛ ogye n’ani nso.
16 Mede me koma hwehwɛɛ nyansa, na mehwɛe sɛ mehu nnwuma a ɛrekɔ so wɔ asaase so no nyinaa.+ Ɛno nti, awia ne anadwo nyinaa, na menna.* 17 Afei misusuw nokware Nyankopɔn no nnwuma nyinaa ho, na mihui sɛ nea ɛkɔ so wɔ wiase no, nnipa ntumi nte ase.+ Sɛ nnipa bɔ wɔn ho mmɔden sɛ dɛn koraa a, wɔrentumi nte ase. Sɛ wɔka sɛ wonim nyansa mpo a, ɛnyɛ ade a wobetumi ate ase.+
9 Enti mede eyi nyinaa hyɛɛ me komam, na mihui sɛ atreneefo ne anyansafo ne wɔn nnwuma wɔ nokware Nyankopɔn no nsam.+ Nnipa nnim ɔdɔ ne ɔtan a na ɛwɔ hɔ ansa na wɔreba. 2 Awiei koro no ara na ɛwɔ hɔ ma nnipa nyinaa,+ ɔtreneeni ne ɔbɔnefo,+ apapafo ne wɔn a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew, wɔn a wɔbɔ afɔre ne wɔn a wɔmmɔ afɔre. Apapafo ne abɔnefo nyinaa yɛ pɛ; nea ɔka ntam ne nea osuro sɛ ɔbɛka ntam nso yɛ pɛ. 3 Eyi ne ahometesɛm a ɛkɔ so wɔ wiase. Ɛne sɛ: Esiane sɛ awiei koro na ɛwɔ hɔ ma nnipa nyinaa nti,+ bɔne ahyɛ nnipa koma ma. Na wɔn nkwa nna nyinaa, abɔdamsɛm wɔ wɔn komam, na afei wowu!*
4 Anidaso wɔ hɔ ma obiara a ɔka ateasefo ho, efisɛ ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu.+ 5 Na ateasefo nim sɛ wobewuwu,+ na awufo de, wonnim biribiara,+ na wonni akatua biara bio, efisɛ nnipa nkae wɔn bio.+ 6 Afei nso, wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ahoɔyaw* oo, ayera dedaw, na nea wɔyɛ wɔ wiase biara, wonni mu kyɛfa bio.+
7 Kɔ, fa anigye kodi w’aduan, na fa anigye koma nom wo nsã,*+ efisɛ nokware Nyankopɔn no ani asɔ wo nnwuma dedaw.+ 8 Ma wo ntaade nyɛ fitaa* bere nyinaa, na mma wo werɛ mmfi sɛ wode ngo begu wo tirim.+ 9 Wo ne wo yere a wodɔ no nnye mo ani,+ wo nkwa nna a mfaso biara nni so a Onyankopɔn de ama wo wɔ wiase, ɔbrɛgu nna no nyinaa mu. Efisɛ ɛno ne wo kyɛfa wɔ asetena mu ne adwumaden a wobrɛ yɛe wɔ wiase no nyinaa mu.+ 10 Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ, efisɛ adwuma ne nhyehyɛe ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Ɔdamoa* mu+ a worekɔ no.
11 Mahu biribi foforo nso wɔ wiase. Ɛne sɛ, ɛnyɛ daa na ahoɔharefo di nkonim wɔ mmirikatu mu, na ɛnyɛ ahoɔdenfo na wodi nkonim ɔko mu,+ na ɛnyɛ daa na anyansafo nya aduan, na ɛnyɛ daa na wɔn a wɔn adwenem dɔ nya ahode,+ na ɛnyɛ daa na esi animdefo yiye;+ efisɛ asiane* to wɔn nyinaa bere a wɔnhwɛ kwan. 12 Na onipa nnim ne bere.+ Sɛnea asau bɔne yi mpataa na afiri yi nnomaa no, saa ara na asiane* to nnipa mma prɛko pɛ, na eyi wɔn sɛ afiri.
13 Mihuu eyi nso wɔ nyansa ho wɔ wiase, na ɛyɛɛ me nwonwa. 14 Ɛne sɛ, na kurow ketewa bi wɔ hɔ a emu mmarima yɛ kakraa bi. Na ɔhenkɛse bi baa kurow no so betwaa ho hyiae, na ɔtoo akoban* akɛse faa ho nyinaa. 15 Ná ohiani bi wɔ kurom hɔ a onim nyansa, na ɔde ne nyansa twitwa gyee kurow no. Nanso obiara ankae ohiani no.+ 16 Ɛnna mekae sɛ: ‘Nyansa ye sen tumi;+ nanso nnipa bu ohiani nyansa animtiaa, na wɔmfa n’asɛm nyɛ hwee.’+
17 Eye sɛ wubetie anyansafo nsɛm a wɔka no brɛoo sen sɛ wubetie nkwaseafo hene nteɛteɛm.
18 Nyansa ye sen akode, nanso ɔbɔnefo baako pɛ betumi asɛe adepa bebree.+
10 Nwansena a wawu* ma sradehuam a wɔafra no yiye bɔn, na ɛsɛe. Saa ara na nkwaseasɛm kakra nso sɛe onyansafo ne onuonyamfo din.+
2 Onyansafo koma de no fa ɔkwampa so,* na ɔkwasea koma de, ɛde no fa ɔkwammɔne so.*+ 3 Ɔkwan biara a ɔkwasea fa so no, onhu nyansa,*+ na ɔma obiara hu sɛ ɔyɛ ɔkwasea.+
4 Sɛ ɔhene bo fuw wo a,* mfi baabi a wugyina,+ efisɛ odwo ma bɔne akɛse to twa.*+
5 Mahu ahometesɛm bi a ɛkɔ so wɔ wiase. Ɛyɛ mfomso a atumfo di.+ 6 Ɛne sɛ: Wɔama nkwaseafo anya dibea akɛse pii, na adefo* de, wɔama wɔn dibea a ɛwɔ fam.
7 Mahu nkoa a wɔtete apɔnkɔ so bere a adehye nam fam te sɛ nkoa.+
8 Nea otu amoa no, obetumi atɔ mu,+ na nea odwiriw abo fasu gu no, ɔwɔ betumi aka no.
9 Nea ɔpae abo no, ebetumi apira no, na nea ɔpae nnua no, ebetumi adi no awu.*
10 Sɛ obi dade ano wu na wansew a, gye sɛ omia ne nsam. Na nyansa de, ɛde nkonimdi ba.
11 Sɛ ɔwɔ ka obi wie ansa na nkonyaayifo a waben* ama ɔwɔ no ayɛ dinn a, ɛnde na mfaso biara nni nkonyaayifo no so.
12 Onyansafo anom asɛm de adom ba,+ na ɔkwasea ano de, ɛsɛe ɔno ara.+ 13 N’anom asɛm a edi kan yɛ nkwaseasɛm,+ na n’asɛm a etwa to yɛ abɔdamsɛm pɔtɔɔ. 14 Ɔkwasea de, n’ano nna.+
Onipa nnim nea ɛbɛba; hena na obetumi akyerɛ no nea ɛbɛba wɔ n’akyi?+
15 Ɔkwasea adwumaden ma ɔbrɛ, efisɛ ɔkwan a ɔbɛfa so akɔ kurow no mu mpo, onnim.
16 Asaase a wo hene yɛ abarimaa,*+ na w’adehye hyɛ apontow ase anɔpa no, due! 17 Asaase a wo hene yɛ ɔdehye ba, na wo mpanyimfo didi bere a ɛfata mu de pɛ ahoɔden, a wɔmfa nyɛ asabow no, anigye ne wo!+
18 Akwadworɔ bebrebe nti, ɔdan so nnua* dwiriw gu, na nsa a ɛda hɔ kwa nti, ɔdan nwini.+
19 Aduan* ma nnipa serew, na nsã* ma asetena yɛ dɛ;+ nanso sika ma yenya nea yehia biara.+
20 W’adwenem* mpo, nnome ɔhene,*+ na nnome osikani wɔ ɔdan a woda mu no mu; efisɛ anomaa* de asɛm* no bɛkɔ, na ntakraboa betĩ nea wokae no mu.
11 Tow wo paanoo gu nsu mu,+ na nna pii akyi no, wo nsa bɛsan aka.+ 2 Fa bi ma nnipa baason anaa baawɔtwe mpo,+ efisɛ wunnim asɛmmɔne* a ɛbɛba asaase so.
3 Sɛ nsu hyɛ omununkum ma a, osu na ɛbɛtɔ agu asaase so. Na sɛ dua bu tɔ anaafo anaa atifi a, baabi a dua no bɛtɔ no, ɛhɔ ara na ɛbɛda.
4 Nea ɔhwɛ mframa no, ɔrengu aba; na nea ɔhwɛ omununkum no, ɔrentwa nnɔbae.+
5 Wunnim sɛnea honhom yɛ adwuma wɔ abofra a wɔnyem no no+ nnompe mu, na saa ara na wunnim nokware Nyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa no nnwuma.+
6 Gu w’aba anɔpa, na nyi wo nsa mfi ho kosi anwummere,+ efisɛ wunnim nea ɛbɛyɛ yiye; ebia eyi na ɛbɛyɛ yiye, anaa eyi, anaa n’abien no nyinaa mpo bɛyɛ yiye.
7 Hann yɛ dɛ, na eye sɛ aniwa behu owia. 8 Na sɛ onipa di mfe pii a, ma n’ani nnye ne nyinaa mu.+ Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ esum nna betumi ayɛ pii; nea ɛbɛba nyinaa yɛ ahuhude.+
9 Aberante, ma w’ani nnye wɔ wo mmeranteberem, na ma wo koma ani nnye wɔ wo mmabunberem. Akwan a wo koma de wo bɛfa so biara, di akyi na kɔ baabi a w’ani bɛkyerɛ wo. Nanso hu sɛ eyinom nyinaa ho na nokware Nyankopɔn no bebu wo atɛn.*+ 10 Enti yi nneɛma a ɛhaw adwene fi wo komam, na yi nneɛma a ebetumi apira wo fi wo nipadua* mu, efisɛ mmerantebere ne mmabunbere yɛ ahuhude.+
12 Enti kae wo Bɔfo Kɛse no wɔ wo mmabunbere mu,+ ansa na amanehunu nna* no aba,+ ansa na mfe bi aba ama woaka sɛ: “Minni ho anigye”; 2 ansa na owia ne hann ne ɔsram ne nsoromma ayɛ sum,+ ansa na osu atɔ asan amuna bio; 3 ansa na ofie awɛmfo* ho apopo, ansa na mmarima ahoɔdenfo mu akuntun, ansa na mmea a wɔyam ade no agyae adwuma esiane sɛ wɔn so atew nti, ansa na mmabaa a wɔhwɛ mfɛnsere mu no ani so ayɛ wɔn wusiwusi;+ 4 saa bere no, abɔnten pon mu toto, na ɔbo a wɔyam so ade* no dede brɛ ase, na anomaa su nyan onipa, na mma mmea nnwontofo nyinaa nne brɛ ase.+ 5 Bio nso, onipa suro nea ɛwɔ soro, na abɔnten yɛ no hu. Aborɔfo nkate dua gu nhwiren,+ na abebɛw twe ne ho ase; n’anom nyɛ no dɛ bio,* efisɛ onipa rekɔ ofie a ɔbɛhome wɔ hɔ akyɛ no mu,+ na nkurɔfo resu di akɔneaba wɔ abɔnten so;+ 6 ansa na dwetɛ hama no mu atew, na sika kɔkɔɔ kora no apae, na ahina a esi nsu ho no abɔ, na ade a wokyim de tow nsu wɔ abura mu no abubu. 7 Ɛno na dɔte san kɔ asaase mu+ sɛnea na ɛte kan no, na honhom* no asan akɔ nokware Nyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.+
8 “Ahuhude mu ahuhude!” Ɔsɛnkafo no+ na waka. “Ade nyinaa yɛ ahuhude.”+
9 Ɔsɛnkafo no bɛyɛɛ onyansafo; nanso ɛnyɛ ɛno nko ara. Ɔsan de nea onim no kyerɛkyerɛɛ ɔman no daa,+ na odwinnwen nneɛma ho yɛɛ nhwehwɛmu kɔɔ akyiri, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ahyehyɛ mmebusɛm pii.+ 10 Ɔsɛnkafo no hwehwɛe sɛ obenya nsɛm a ɛyɛ dɛ,+ na wakyerɛw nsɛm a ɛyɛ nokware no pɛpɛɛpɛ.
11 Anyansafo nsɛm te sɛ poma a wɔde ka nantwi,+ na nsɛm a wɔaboaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ nneɛma mu denneennen; efi oguanhwɛfo baako hɔ. 12 Eyinom akyi de, me ba, tie kɔkɔbɔ yi: Nhoma de, nkurɔfo rennyae yɛ da, na sɛ wudi akyi bebree a, wobɛbrɛ.*+
13 Asɛm no awiei, nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro nokware Nyankopɔn no+ na di ne mmara nsɛm so,+ na eyi ne ade a ɛho hia paa wɔ nnipa asetena mu.*+ 14 Efisɛ nneyɛe biara, nokware Nyankopɔn no bebu ho atɛn akyerɛ sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne; nea ahintaw mpo, obebu ho atɛn.+
Nt., “ɔnoboaboafo.” Anaa “nea ɔboaboa asafo ano.”
Anaa “Ade a mfaso biara nni so.”
Nt., “egyina hɔ.”
Anaa “hyerɛn.”
Anaa “Awɔw bere mu nsubɔnten.”
Anaa “ɛte sɛ nea obi pɛ sɛ ɔkyere mframa.”
Anaa “nkwaseasɛm a ɛboro so.”
Anaa “ɛte sɛ nea obi pɛ sɛ ɔkyere mframa.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “bobeturo.”
Anaa “kwae.”
Nt., “ofie nnipa.”
Anaa “ababaa, yiw, mmabaa.”
Nt., “m’aniwa bisae.”
Anaa “ɛte sɛ nea obi pɛ sɛ ɔkyere mframa.”
Anaa “wabue n’ani.”
Anaa “ɛte sɛ nea obi pɛ sɛ ɔkyere mframa.”
Anaa “metanee.”
Anaa “ɔde ne kyɛfa bɛma.”
Anaa “amanehunu.”
Anaa “wama ne kra ahu adepa.”
Anaa “ɛte sɛ nea obi pɛ sɛ ɔkyere mframa.”
Nt., “ahuruhuruw.”
Anaa “wɔanowɔano; pɛpɛɛpɛ; sɛnea ɛfata.”
Ebetumi nso akyerɛ, “nea atwam kɔ.”
Anaa “ne kyɛfa.”
Anaa “awufo.”
Anaa “ateasefo.”
Anaa “nneɛma bɔne a wɔyɛ.”
Anaa “ɛte sɛ nea obi pɛ sɛ ɔkyere mframa.”
Nt., “ɔwe ɔno ara ne honam.”
Anaa “ɛte sɛ nea obi pɛ sɛ ɔkyere mframa.”
Anaa “me kra.”
Anaa “mfaso pii.”
Anaa “ɛyɛ den sɛ emu bɛtew.”
Ebetumi aba sɛ abofra nyansafo no ho asɛm na wɔreka.
Anaa “ɛte sɛ nea obi pɛ sɛ ɔkyere mframa.”
Nt., “wo honam.”
Anaa “nea wɔasoma no.”
Anaa “Amanehunu.”
Anaa “amanehunu.”
Anaa “ne kyɛfa.”
Anaa “ne kyɛfa.”
Anaa “Amanehunu.”
Anaa “nea ne kɔn dɔ biara mmɔ ne kra.”
Anaa “ne kra antumi.”
Anaa “abofra a wawu wɔ ne maame yam.”
Nt., “ɔwɔ ahotɔ pii.”
Anaa “ne kra mmee da.”
Nt., “sɛnea ɔbɛnantew ateasefo anim.”
Anaa “wo kra bekyinkyin.”
Anaa “ɛte sɛ nea obi pɛ sɛ ɔkyere mframa.”
Ebetumi nso akyerɛ, “nneɛma.”
Nt., “Edin.”
Anaa “braeb.”
Nt., “ahomaso honhom.”
Nt., “Mma wo honhom mmpere.”
Ebetumi nso akyerɛ, “nkwaseafo na wɔpere wɔn ho fa abufuw.”
Kyerɛ sɛ, wɔn a wɔte ase.
Anaa “ɛda bɔne.”
Anaa “nea me kra kɔɔ so hwehwɛe no.”
Anaa “ɔbarima a ɔteɛ.”
Anaa “onim biribi ase kyerɛ?”
Anaa “Nnyina bɔne biara afã.”
Anaa “bɔne.”
Anaa “ɛne atemmu.”
Anaa “ne atemmu.”
Anaa “ɔhome; mframa.”
Ebetumi nso akyerɛ, “wɔn bɔne rentumi nnye ɔbɔnefo.”
Anaa “wohu amane; ekowie ɔhaw mu.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Ɛno nti, awia ne anadwo nyinaa, nnipa nna.”
Nt., “ɛno akyi no, wɔkɔ awufo nkyɛn!”
Anaa “ninkuntwe.”
Anaa “bobesa.”
Kyerɛ sɛ, ataade a ani da hɔ a wɔhyɛ no anigye da. Ɛnyɛ ataade a wɔde di awerɛhow.
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “biribi a wɔnhwɛ kwan.”
Anaa “bere bɔne.”
Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.
Anaa “Nwansena funu.”
Nt., “Onyansafo koma wɔ ne nifa.”
Nt., “ɔkwasea koma wɔ ne benkum.”
Nt., “ne koma tɔ sin.”
Nt., “ɔhene honhom sɔre tia wo a; ɔhene ahome sɔre tia wo a.”
Anaa “ano brɛ ase.”
Anaa “wɔn a wɔfata.”
Ebetumi nso akyerɛ, “ehia sɛ ɔhwɛ ne ho yiye.”
Nt., “tɛkrɛma no wura.”
Anaa “abofra.”
Anaa “mpuran.”
Anaa “Paanoo.”
Anaa “bobesa.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Wo mpa so.”
Anaa “mfrɛ mmusu mma ɔhene so.”
Nt., “aboa a otu fa wim.”
Anaa “nnyigyei.”
Anaa “atoyerɛnkyɛm; amanehunu.”
Anaa “bɛma woabu ho akontaa.”
Nt., “honam.”
Anaa “nna bɔne.”
Anaa “ahwɛfo.”
Anaa “owiyammo.”
Hebri asɛm no gyina hɔ ma aduaba bi a ɛma obi tumi didi.
Anaa “nkwa tumi.”
Nt., “wo honam bɛbrɛ.”
Anaa “eyi ne nnipa asɛde nyinaa.”