ƆDE KƆMAA KOLOSEFO
1 Me Paul a menam Onyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafo a yɛn nua Timoteo+ ka me ho, 2 merekyerɛw krataa yi akɔma akronkronfo ne anuanom anokwafo a wɔwɔ Kristo mu wɔ Kolose:
Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn hɔ nka mo.
3 Bere biara a yɛbɛbɔ mpae ama mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, 4 efisɛ gyidi a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu ne ɔdɔ a mowɔ ma akronkronfo nyinaa no, yɛate ho asɛm; 5 anidaso a Onyankopɔn de asie ama mo wɔ ɔsoro+ no nti na moda suban a ɛte saa adi. Nokwasɛm a ɛfa asɛmpa no ho a wɔka kyerɛɛ mo no, ɛno na monam so tee saa anidaso yi ho asɛm. 6 Saa asɛmpa yi na adu mo nkyɛn no, na sɛnea ɛresow aba na ɛrenya nkɔanim wɔ wiase nyinaa+ no, saa ara na efi da a motee Onyankopɔn adom ho asɛm na muhuu nea ɛkyerɛ ankasa no, ɛrekɔ so wɔ mo nso mo mu. 7 Ɛno na musua fii yɛn yɔnko akoa Epafra+ a yɛdɔ no no hɔ. Ɔyɛ Kristo somfo nokwafo a ɔyɛ adwuma ma yɛn. 8 Ɔdɔ a monam honhom so anya* no nso, ɔno na waka ho asɛm akyerɛ yɛn.
9 Eyi nso nti efi da a yɛtee ho asɛm no, yennyaee sɛ yɛbɛbɔ mpae ama mo.+ Ɛyɛ a yɛsrɛ sɛ n’apɛde ho nokware nimdeɛ nhyɛ mo mã,+ na moanya nyansa ne honhom mu ntease nyinaa,+ 10 sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛnantew ɔkwampa so wɔ Yehowa* anim; ɛno bɛma moasɔ n’ani koraa na moakɔ so asow aba wɔ adwuma pa biara mu, na moanya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ pii.+ 11 Yɛsan srɛ sɛ Onyankopɔn mfa n’anuonyam tumi mma mo ahoɔden pii+ na ama mode abotare ne anigye amia mo ani agyina mu akosi ase, 12 na moada Agya no ase, efisɛ agyapade a ɛda hɔ ma akronkronfo+ a wɔwɔ hann mu no, ɔno na wama moafata sɛ munya mu kyɛfa.
13 Wagye yɛn afi sum tumi ase+ de yɛn aba ne Ba a ɔdɔ no no ahenni mu, 14 na ɔno na yɛnam no so anya ogye, kyerɛ sɛ, yɛanya bɔnefakyɛ.+ 15 Ɔno ne Onyankopɔn a wonhu no no suban,+ abɔde nyinaa mu abakan;+ 16 efisɛ ne so na wɔnam bɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asaase so, nea wohu ne nea wonhu,+ nhengua, mpanyinni, nniso, anaa tumidi. Nneɛma a aka nyinaa wɔnam no so na ɛbɔe,+ na wɔbɔ maa no. 17 Bio nso, na ɔwɔ hɔ ansa na nneɛma a aka nyinaa reba,+ na ne so na wɔnam yɛɛ nneɛma a aka nyinaa, 18 na ɔno ne nipadua no ti, kyerɛ sɛ, asafo no ti.+ Ɔno ne mfiase, nea odi kan a wonyan no fii awufo mu,*+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ odikanfo wɔ nneɛma nyinaa mu; 19 efisɛ ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔbɛma ne Ba no adi mu korakora,+ 20 na ɔnam no so, kyerɛ sɛ, ne mogya+ a ohwie guu asɛndua* no so nti, wasan aka nneɛma nyinaa abom bio,+ asaase so nneɛma ne ɔsoro nneɛma nyinaa, na ama asomdwoe aba Onyankopɔn ne wɔn ntam.
21 Nea ɛte ne sɛ, bere bi, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware, na na moyɛ n’atamfo efisɛ na mo adwene wɔ nnwuma bɔne so. 22 Nanso afei de, ɔnam nea owui no honam nipadua so aka mo ne no abom bio, na ama ɔde mo akɔma Onyankopɔn sɛ nnipa kronkron a dɛm nni wɔn ho na asɛm biara nni wɔn ho;+ 23 nanso gye sɛ mokɔ so tena gyidi no mu,+ na mugyina fapem no so pintinn,+ na mutintim+ a momma biribiara ntwe mo mfi anidaso a monam asɛmpa no so nyae no ho; saa asɛmpa no, wɔaka ho asɛm wɔ abɔde a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu,+ na ɛno na me Paul, mabɛyɛ ho ɔsomfo.+
24 Afei ɛmfa ho sɛ merehu amane ma mo+ no, meredi ahurusi. Na mihu sɛ amanehunu a Kristo nipadua no fã a meyɛ,+ kyerɛ sɛ, asafo no+ fã a meyɛ nti ɛsɛ sɛ mefa mu no, ennya nnii mu. 25 Onyankopɔn ama me ofiehwɛ adwuma+ bi sɛ mensom asafo yi. Mo nti na wɔde adwuma yi maa me sɛ menka Onyankopɔn asɛm no nkosi ase; 26 ebi ne ahintasɛm kronkron+ a wɔde siee wiase a aba atwam*+ ne awo ntoatoaso a aba kɔ no. Nanso afei de wɔayi no adi akyerɛ n’akronkronfo.+ 27 Bio nso, Onyankopɔn ani gye ho sɛ ɔbɛma akronkronfo no ahu ahintasɛm kronkron a enni ano+ a ɔreda no adi wɔ amanaman mu no. Ɛno ne Kristo a wɔaka mo ne no abom ayɛ baako no, kyerɛ sɛ, moanya anidaso sɛ wɔbɛhyɛ mo ne no nyinaa anuonyam.+ 28 Ɔno na yɛbɔ ne ho dawuru, yetu onipa biara fo, na yɛde nyansa a emu dɔ kyerɛkyerɛ obiara, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a ɔne Kristo ayɛ baako no, yɛde no bɛma Onyankopɔn sɛ obi a odi mũ.+ 29 Eyi ho na meyɛ adwumaden, na esiane ne tumi a ɛyɛ adwuma denneennen wɔ me mu no nti, meyere me ho.+
2 Nea ɛte ne sɛ, mepɛ sɛ muhu aperepere kɛse a meredi ma mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea+ ne wɔn a wɔmfaa wɔn ani nhuu me* no nyinaa. 2 Eyi bɛma wɔanya awerɛkyekye+ na wɔabom ayɛ baako wɔ ɔdɔ mu,+ na ama wɔanya mfaso esiane ntease a edi mu a wɔanya nti, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ahintasɛm kronkron a ɛne Kristo no,+ wobenya ho nokware nimdeɛ. 3 Ɔno mu na wɔakora nyansa ne nimdeɛ ademude nyinaa so.+ 4 Mereka eyi na obiara amfa adɛfɛdɛfɛsɛm annaadaa mo. 5 Ɛwom sɛ minni hɔ ɔhonam mu de, nanso me ne mo wɔ hɔ honhom mu, na m’ani agye sɛ mate sɛ mototo nneɛma yiye+ na mowɔ gyidi kɛse wɔ Kristo mu.+
6 Enti sɛnea moagye Awurade Kristo Yesu no, monkɔ so ne no mmom nnantew, 7 na wɔnto mo nsi no so na munnye ntini+ na muntintim wɔ gyidi no mu+ sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ mo no, na monna Onyankopɔn ase daa.+
8 Monhwɛ yiye, anyɛ saa a, obi de nyansapɛ ne nnaadaa hunu+ a ennyina Kristo so, na mmom egyina nnipa atetesɛm ne wiase no nneɛma hunu so bɛtwetwe mo de mo ayɛ nkoa; 9 efisɛ Kristo mu na Onyankopɔn suban ayɛ ma.+ 10 Enti ɔno a ɔyɛ nniso ne tumidi nyinaa ti+ no, monam no so ayɛ ma. 11 Ɔno a mo ne no bɔe no ama mo nso wɔatwa mo twetia* a wɔamfa nsa na etwae, na mmom wɔnam Kristo mu twetiatwa+ so yii ɔhonam nipadua no fii hɔ.+ 12 Na wosiee mo ne no wɔ n’asubɔ mu,+ na ɔno a mo ne no bɔe no ama wɔanyan mo+ abom nso, efisɛ munyaa gyidi wɔ Onyankopɔn nnwuma akɛse mu; ɔno na onyan no fii awufo mu.+
13 Bio nso, bere bi, mo mfomso ne twetia a muntwae nti, na moawuwu, nanso Onyankopɔn maa mo ne Kristo baa nkwa mu bio.+ Ɔdom yɛn de yɛn mfomso nyinaa kyɛɛ yɛn,+ 14 na ɔpopaa nsaano nkyerɛwee+ a ahyɛde ayɛ no ma+ a na ɛko tia yɛn+ no fii hɔ. Ɔde bɔɔ asɛndua* mu yi fii kwan mu.+ 15 Wapa nniso ne tumidi ahorow no ho ntama, na wafa wɔn sɛ nkoa agu wɔn anim ase wɔ baguam,+ na ɔnam asɛndua no* so ama ada adi pefee sɛ wadi wɔn so nkonim.
16 Enti mommma obiara mmmu mo atɛn wɔ nea mudi ne nea monom ho,+ anaa afahyɛ anaa ɔsram foforo+ anaa homeda+ ho. 17 Saa nneɛma no yɛ nea ɛreba no sunsuma;+ papa no de, ɛno ne Kristo.+ 18 Mommma obi nnyɛ mmma abasobɔde* no mmmɔ mo;+ obi a ɔwɔ ɔkraman ahobrɛase na ɔpɛ abɔfosom a nea n’ani tua na “ogye gyina mu.”* Esiane sɛ osusuw nneɛma ho ɔhonam mu nti, ɔma ne ho so, nanso ntease biara nnim. 19 Ɔmmata ti+ no ho; eti a nipadua no nyinaa nam n’akwaa ne ne ntini ahorow so nya nea ehia na ama atoatoam wɔ koroyɛ mu no. Eti no na ɛma nipadua no kɔ so nyin sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ enyin no.+
20 Sɛ mo ne Kristo wui wɔ wiase no nneɛma hunu+ ho a, adɛn nti na moyɛ mo ade te sɛ nea moda so wɔ wiase na mode ahyɛde ahorow yi to mo ho so bio+ sɛ: 21 “Munnso mu, monnka nnhwɛ, na mommfa mo nsa nnka”? 22 Saa nneɛma no nyinaa, wɔde yɛ nea wɔde bɛyɛ wie a, na asɛe; egyina nnipa ahyɛde ne wɔn nkyerɛkyerɛ+ so. 23 Saa nneɛma no nyinaa ayɛ sɛ nea nyansa wom, nanso ɛyɛ wɔn ankasa som mu nneɛma, ɔkraman ahobrɛase a ɛma wɔde wɔn ankasa nipadua mpo fa ahoyeraw mu,+ nanso mfaso biara nni so, efisɛ ɛmma wontumi nko ntia ɔhonam akɔnnɔ.
3 Sɛ wɔanyan mo ne Kristo+ a, ɛnde monkɔ so nhwehwɛ nneɛma a ɛwɔ soro, baabi a Kristo te wɔ Onyankopɔn nsa nifa so+ no. 2 Momfa mo adwene nsi nneɛma a ɛwɔ soro so,+ na ɛnyɛ nneɛma a ɛwɔ asaase so,+ 3 efisɛ muwui, na wɔde mo nkwa ahyɛ Kristo nsa* wɔ Onyankopɔn mu. 4 Sɛ wɔda Kristo a ɔyɛ yɛn nkwa+ no adi a, mo nso wɔbɛda mo adi aka ne ho wɔ anuonyam mu.+
5 Enti, munkum mo nipadua akwaa+ a ɛwɔ asaase so no, sɛnea ɛbɛyɛ a aguamammɔ,* ɔbra fĩ,* nna ho akɔnnɔ a wontumi nhyɛ so,+ akɔnnɔ bɔne, ne adifudepɛ* a ɛyɛ abosonsom renni mo so. 6 Saa nneɛma no nti na Onyankopɔn abufuw reba. 7 Mo nso bere bi a atwam no, saa ara na mobɔɔ mo bra.*+ 8 Nanso afei koko bɔne oo, abufuw oo, nneɛma bɔne+ oo, ɔkasatia+ oo, montow ne nyinaa ngu; mommma kasafĩ+ mmpue mmfi mo anom. 9 Munnni atoro nnkyerɛ mo ho.+ Munyi suban* dedaw no+ ne ne nneyɛe ngu, 10 na monhyɛ suban foforo+ a wɔnam nokware nimdeɛ so reyɛ no foforo no, na ama ɛne nea ɔbɔe no suban asɛ.+ 11 Ɛba saa a, Greeceni anaa Yudani nni hɔ, twetiatwa anaa momonoto nni hɔ,* ɔnanani, Skiteni,* akoa anaa ɔdehye nni hɔ, efisɛ Kristo na biribiara gyina no so, na yɛn nyinaa ne no yɛ baako.+
12 Moyɛ nnipa a Onyankopɔn apaw mo,+ akronkronfo ne adɔfo. Enti momfa ayamhyehye,+ ayamye, ahobrɛase,*+ odwo,+ ne abotare+ nyɛ ataade nhyɛ. 13 Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko mpo a,+ ɔnkɔ so nnya ne ho abotare na obiara mfa ne yɔnko bɔne nkyɛ no korakora.+ Sɛnea Yehowa* ayi ne yam de akyɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.+ 14 Eyinom nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ nyɛ ataade nhyɛ,+ efisɛ ɛyɛ hama a edi mu a ɛde nkabom ba.+
15 Afei nso, momma Kristo asomdwoe nni mo koma so,+ efisɛ saa asomdwoe no na wɔfrɛɛ mo baa mu wɔ nipadua baako mu. Monyɛ nnipa a wɔkyerɛ anisɔ.* 16 Momma Kristo asɛm no ntena mo mu mmoro so, na moanya nyansa nyinaa bi. Obiara nkɔ so mfa nnwom,+ ayeyi, ne nnwom kronkron a wɔde anisɔ to* nkyerɛkyerɛ ne yɔnko mfa nhyɛ ne yɔnko nkuran,* na monto nnwom mo koma mu mma Yehowa.*+ 17 Na biribiara a moyɛ no, kasa oo, adwuma oo, monyɛ ne nyinaa wɔ Awurade Yesu din mu, na momfa no so nna Agya Onyankopɔn ase.+
18 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom,+ sɛnea ɛsɔ Awurade ani. 19 Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom,+ na mommma mo bo mmfuw wɔn denneennen.*+ 20 Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa mu,+ na eyi na ɛsɔ Awurade ani. 21 Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw+ na wɔn abam ammu. 22 Nkoa, ade nyinaa mu no, muntie mo wuranom a wɔwɔ asaase so.*+ Ɛnyɛ bere a wohu nea moyɛ nko na ɛsɛ sɛ moyɛ saa, na ankɔyɛ sɛ nea moresɔ nnipa ani,* na mmom momfa koma a emu tew nyɛ wɔ Yehowa* suro mu. 23 Sɛ moreyɛ biribiara a, mumfi ɔkra* nyinaa mu nyɛ no sɛnea moreyɛ ama Yehowa*+ na ɛnyɛ nnipa, 24 efisɛ munim sɛ agyapade a wɔde betua mo ka no fi Yehowa* hɔ.+ Monyɛ nkoa a mosom Owura Kristo no. 25 Nokwarem no, nea ɔyɛ bɔne no benya adebɔne a ɔyɛe no so akatua,+ na animhwɛ biara remma mu.+
4 Mo awuranom, mo ne mo nkoa nni no yiye, kyerɛ sɛ, ɔkwan a ɛteɛ na ɛfata so; munhu sɛ mo nso mowɔ Owura bi wɔ soro.+
2 Mommɔ mpae daa,+ munkura mu denneennen mfa nwɛn, na monna ase.+ 3 Afei nso, mommɔ mpae mma yɛn+ na Onyankopɔn mmue ɔpon mma yɛn, na yɛatumi aka Kristo ho ahintasɛm kronkron no; ɛno ho na wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ afiase yi.+ 4 Mommɔ mpae mma me nso, na matumi aka no yiye sɛnea ɛsɛ sɛ meka no.
5 Wɔn a wɔnka mo ho no, monkɔ so mfa nyansa mmɔ mo bra wɔ wɔn mu, na momfa mo bere nyɛ nneɛma a ɛho hia.*+ 6 Momma mo anom kasa nyɛ dɛ bere nyinaa na nkyene mmra mu,+ na moahu sɛnea mubebua obiara.+
7 Me nua Tikiko+ a medɔ no no yɛ ɔsomfo nokwafo ne me yɔnko akoa wɔ Awurade mu; ɔbɛba abɛka me ho nsɛm nyinaa akyerɛ mo. 8 Meresoma no aba mo nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛte yɛn ho asɛm na wakyekye mo werɛ. 9 Ɔne me nua Onesimo+ a medɔ no no na ɛreba; ɔyɛ ɔnokwafo a ofi mo mu. Wɔbɛma moate ha nsɛm nyinaa.
10 Aristarko+ a me ne no da afiase no kyia mo, na Barnaba busuani Marko+ nso kyia mo (ɔno na munyaa nkra sɛ, sɛ ɔba mo nkyɛn a, munnye no+ no); 11 ɔne Yesu a wɔfrɛ no Yusto no; wɔn nyinaa yɛ Yudafo.* Eyinom nkutoo na wɔne me bom yɛ Onyankopɔn Ahenni no ho adwuma, na wɔakyekye me werɛ paa.* 12 Kristo Yesu akoa Epafra+ a ofi mo mu no kyia mo; daa ɔyere ne ho bɔ mpae ma mo, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛkɔ so agyina pintinn, na moanya ahotoso kɛse wɔ Onyankopɔn apɛde nyinaa mu. 13 Midi ne ho adanse sɛ ɔyɛ adwumaden pii de boa mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔwɔ Hierapoli no.
14 Yɛn dɔfo duruyɛfo Luka+ ne Dema+ kyia mo. 15 Munkyia anuanom a wɔwɔ Laodikea no mma me, na munkyia onuawa Nimfa ne asafo a ɛwɔ ne fi+ no nso. 16 Sɛ mokenkan krataa yi wɔ mo hɔ wie a, monyɛ nhyehyɛe mma wɔnkenkan+ wɔ Laodikea asafo no nso mu, na mo nso monkenkan Laodikea de no. 17 Afei nso, monka nkyerɛ Arkipo+ sɛ: “Ɔsom adwuma a wugyee no Awurade mu no, ma w’ani nkũ ho na yɛ no yiye.”
18 Me Paul, me nkyia a mede m’ankasa me nsa akyerɛw ni.+ Monkɔ so nkae sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu me.+ Adom nka mo.
Nt., “moanya wɔ honhom mu.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “awufo sɔre mu abakan.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “mmere a atwam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “wonhuu me ɔhonam mu.”
Anaa “dua.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ebetumi nso akyerɛ, “ɔnam Kristo.”
Anaa “nkonimbo.”
Wɔfaa asɛm yi fii abosonsomfo nsɛm mu. Ná wɔka saa asɛm yi bere a wɔreyɛ amanne de obi aba abosonsom mu no.
Anaa “ahintaw Kristo mu.”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “afide.”
Anaa “anibere.”
Anaa “saa ara na monantewee.”
Nt., “onipa.”
Anaa “obi a wɔatwa ne dua anaasɛ obi a wontwaa ne dua nni hɔ.”
Sɛ obi ka sɛ “Skiteni” a, ɛkyerɛ atetekwaa.
Anaa “ahobrɛase adwene.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “wɔwɔ ayɛ.”
Anaa “ɛho wɔ nyam.”
Anaa “ntu ne yɔnko fo.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “mommpoopoo mo ani nnkyerɛ wɔn.”
Nt., “honam fam wuranom.”
Nt., “na ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Nt., “montɔ bere a mubenya biara.”
Nt., “wofi wɔn a wɔatwa wɔn dua mu.”
Anaa “wɔabɛyɛ aboafo a wɔhyɛ me den.”