Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Hebrifo 1:1-13:25
  • Hebrifo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hebrifo
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Hebrifo

ƆDE KƆMAA HEBRIFO

1 Tete no, Onyankopɔn nam adiyifo no so kasa kyerɛɛ yɛn agyanom. Ɔfaa akwan horow so kasa kyerɛɛ wɔn mpɛn pii.+ 2 Awiei mmere yi mu de, ɔnam Ɔba no+ so na akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayi no sɛ onni ade wɔ nneɛma nyinaa so,+ na ɔnam no so na ɛyɛɛ wiase.*+ 3 Ɔyɛ Onyankopɔn anuonyam sɛso,+ na ɔda ne nipaban adi pɛpɛɛpɛ,+ na ɔnam n’asɛm a tumi wom no so ma nneɛma nyinaa kɔ so tena hɔ. Bere a odwiraa yɛn ho fii yɛn bɔne ho+ wiei no, ɔkɔtenaa Otumfo no nsa nifa so wɔ soro.+ 4 Ɛno nti, ɔsen abɔfo no,+ efisɛ wanya din a ɛsen wɔn de no koraa.+

5 Na abɔfo no mu hena na Onyankopɔn aka akyerɛ no pɛn sɛ: “Woyɛ me ba; ɛnnɛ mabɛyɛ w’agya”?+ Anaasɛ: “Mɛyɛ n’agya, na ɔno nso ayɛ me ba”?+ 6 Na ɛdefa bere a ɔbɛsan de n’Abakan+ no aba asaase so ho no, ɔka sɛ: “Ma Onyankopɔn abɔfo nyinaa nkotow no.”*

7 Bio nso, ɔka abɔfo no ho asɛm sɛ: “Ɔsoma n’abɔfo sɛ ahonhom, na ɔsoma n’asomfo+ sɛ ogyaframa.”+ 8 Nanso Ɔba no de, ɔka ne ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ne w’ahengua+ daa daa, na w’Ahenni poma yɛ atɛntrenee* ahempoma. 9 Wodɔɔ adetrenee, na wukyii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurusi ngo sraa wo+ sen wo mfɛfo no.”+ 10 Afei nso: “O Awurade, wo na mfiase no wotoo asaase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma. 11 Ne nyinaa betwam, nanso wo de, wowɔ hɔ daa; na ne nyinaa bɛyɛ dedaw te sɛ ataade, 12 na wobɛbobɔw no sɛ ntama, te sɛ ataade, na ɛbɛsesa. Na wo de, wonsesa da, na wo mfe remma awiei da.”+

13 Na abɔfo no mu hena na waka akyerɛ no pɛn sɛ: “Tena me nsa nifa kosi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ntiaso”?+ 14 Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔyɛ adwuma kronkron,*+ a wɔsoma wɔn ma wɔkɔsom wɔn a wobenya nkwagye no. Ɛnte saa?

2 Ɛno nti na nsɛm a yɛte no, ehia sɛ yɛde yɛn adwene si so kyɛn sɛnea yɛyɛ no daa no,+ na amma da sɛ yɛde nkakrankakra befi gyidi no ho.+ 2 Na sɛ asɛm a wɔnam abɔfo so kae+ no timii, na sɛ mmarato ne asoɔden biara nyaa ɛho asotwe sɛnea atɛntrenee hwehwɛ+ a, 3 ɛnde sɛ yɛabu yɛn ani agu nkwagye kɛse a ɛte sɛɛ so a, yɛbɛyɛ dɛn afa yɛn ho adi?+ Efisɛ wɔnam yɛn Awurade so na efii ase kaa saa nkwagye no ho asɛm,+ ɛnna wɔn a wɔtee no nso ka too so sɛ ɛyɛ nokware. 4 Onyankopɔn nso dii ho adanse; ɔde nsɛnkyerɛnne ne anwonwade* ne anwonwadwuma horow+ ne honhom kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛnea ɔpɛ+ no na edii ho adanse.

5 Efisɛ ɛnyɛ abɔfo na ɔde wiase a ɛreba+ a yɛreka ho asɛm no ahyɛ wɔn ase. 6 Na mmom ɔdansefo bi kae wɔ baabi sɛ: “Onipa ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a wudwen ne ho?+ 7 Woma ɔbaa fam kakra sen abɔfo; wode anuonyam ne nidi bɔɔ no abotiri, na wopaw no de wo nsa ano adwuma hyɛɛ ne nsa. 8 Wode nneɛma nyinaa guu ne nan ase.”+ Bere a Onyankopɔn de nneɛma nyinaa hyɛɛ n’ase+ no, wannyaw biribiara a wamfa anhyɛ n’ase.+ Nanso seesei de, yennya nhui sɛ nneɛma nyinaa hyɛ n’ase.+ 9 Mmom yehu Yesu a wɔama waba fam kakra asen abɔfo+ no, na esiane sɛ ohuu amane kosii owu mu nti, seesei wɔde anuonyam ne nidi abɔ no abotiri.+ Na ɔnam Onyankopɔn adom so aka owu ahwɛ ama obiara.+

10 Nea nneɛma nyinaa wɔ hɔ ma no, na nneɛma nyinaa nam no so bae no, nea ɛbɛyɛ a ɔbɛhyɛ mma bebree anuonyam+ nti, na ɛfata sɛ ɔma wɔn nkwagye Safohene+ no hu amane, na ama wadi mu.+ 11 Na nea ɔtew nnipa ho ne wɔn a ɔtew wɔn ho+ no nyinaa fi ɔbaakofo mu,+ ɛno nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn anuanom.+ 12 Enti ɔka sɛ: “Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom; mede nnwom beyi wo ayɛ wɔ asafo no mu.”+ 13 Bio: “Menya ne mu ahotoso.”+ Afei nso: “Hwɛ! Me ne mmofra nkumaa a Yehowa* de wɔn ama me no.”+

14 Enti esiane sɛ “mmofra nkumaa” no yɛ mogya ne ɔhonam nti, ɔno nso bɛyɛɛ saa ara,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛfa ne wu no so ayi nea otumi de owu ba+ a ɔne Ɔbonsam+ no afi hɔ, 15 na wama wɔn a owu ho hu nti wɔyɛɛ nkoa wɔn nkwa nna nyinaa no mu biara anya ahofadi.+ 16 Nea ɛwom ne sɛ, ɛnyɛ abɔfo koraa na ɔreboa wɔn, na mmom Abraham asefo*+ na ɔreboa wɔn. 17 Ne saa nti, ɛho behiae sɛ ɔyɛ sɛ ne “nuanom” wɔ ade nyinaa mu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ ɔsɔfo panyin mmɔborɔhunufo ne ɔnokwafo wɔ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho no mu, na wabɔ ɔman no bɔne+ ho mpata afɔre.+ 18 Esiane sɛ n’ankasa huu amane bere a wɔsɔɔ no hwɛe+ nti, obetumi atwitwa agye wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.+

3 Enti anuanom a moyɛ kronkron a wɔafrɛ mo rekɔ soro,+ munsusuw Yesu a ɔyɛ ɔsomafo ne ɔsɔfo panyin a yegye no tom* no ho.+ 2 Odii Onii a ɔpaw no no nokware,+ sɛnea Mose nso dii biribiara mu nokware wɔ Onii no fi+ no. 3 Afei nso, wobu no* sɛ ɔfata anuonyam sen Mose,+ efisɛ nea osi ofi no wɔ nidi sen ofi no. 4 Nea ɛwom ne sɛ, ofi biara obi na osi, na nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn. 5 Ná Mose yɛ ɔsomfo wɔ Onii no fi, na odii biribiara mu nokware de dii nsɛm a wɔbɛka no akyiri yi ho adanse, 6 na Kristo de, odii nokware sɛ ɔba+ a ɔhwɛ Onyankopɔn fi so. Sɛ yeso ahotoso a yɛde kasa ne anidaso a yɛde hoahoa yɛn ho no mu denneennen kosi awiei a, ɛnde na yɛyɛ Onyankopɔn fi+ ampa.

7 Enti sɛnea honhom kronkron ka+ no, “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a, 8 mummpirim mo koma te sɛ bere a wɔhyɛɛ me abufuw denneennen no, te sɛ da a wɔsɔɔ me hwɛe wɔ sare so hɔ,+ 9 baabi a mo agyanom gyigyee me na wɔsɔɔ me hwɛe no. Mereka yi, na wɔahu me nnwuma mfe 40.+ 10 Ɛno nti, awo ntoatoaso yi ho yɛɛ me abofono, na mekae sɛ: ‘Daa wɔfom kwan wɔ wɔn koma mu, na wonhuu m’akwan.’ 11 Enti mede abufuw kaa ntam sɛ: ‘Wɔrenkɔ me home mu.’”+

12 Anuanom, monhwɛ yiye na koma bɔne a enni gyidi amma mo mu biara mu da, na wantwe ne ho amfi Onyankopɔn teasefo no ho;+ 13 mmom monkɔ so nhyehyɛ mo ho nkuran da biara, ɛda biara a wɔfrɛ no “Ɛnnɛ”+ no, na bɔne nnaadaa amma mo mu biara ansen ne kɔn. 14 Ahotoso a yenya fii mfiase no, gye sɛ yeso mu denneennen kosi awiei ansa na yɛanya Kristo no mu kyɛfa ankasa.+ 15 Sɛnea wɔka sɛ, “Ɛnnɛ, sɛ mote ne* nne a, mummpirim mo koma te sɛ bere a wɔhyɛɛ me abufuw denneennen no.”+

16 Henanom na wɔtee nanso wɔhyɛɛ no abufuw denneennen no? Ɛnyɛ wɔn a wofii Egypt a na wɔhyɛ Mose ase no nyinaa?+ 17 Bio nso, henanom na wɔn ho yɛɛ Onyankopɔn abofono mfe 40 no?+ Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔn afunu guguu sare so no?+ 18 Na henanom na ɔkaa wɔn ntam sɛ wɔrenkɔ ne home mu no? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no anaa? 19 Enti yehu sɛ gyidi a wɔannya nti na wɔantumi ankɔ mu.+

4 Enti esiane sɛ bɔhyɛ da so ara wɔ hɔ sɛ yebetumi akɔ ne home mu nti, momma yɛnhwɛ yɛn ho yiye,* anyɛ saa a, mo mu bi rennya* bɔhyɛ no.+ 2 Na yɛn nso, wɔaka asɛmpa no akyerɛ yɛn+ te sɛ wɔn ara; nanso asɛm a wɔtee no so amma wɔn mfaso, efisɛ wɔne wɔn a wotiei no annya gyidi baako. 3 Na yɛn a yɛagye adi no de, yɛkɔ ɔhome no mu, sɛnea ɔkae no. Ɔkae sɛ: “Enti mede abufuw kaa ntam sɛ, ‘Wɔrenkɔ me home mu,’”+ ɛwom sɛ bere a wɔhyɛɛ wiase ase no, na wawie ne nnwuma.+ 4 Efisɛ waka da a ɛto so ason no ho asɛm wɔ baabi sɛ: “Na Onyankopɔn homee da a ɛto so ason no fii ne nnwuma nyinaa ho,”+ 5 ɛnna wasan aka wɔ ha sɛ: “Wɔrenkɔ me home mu.”+

6 Enti esiane sɛ ɔkwan da so wɔ hɔ sɛ ebinom bɛkɔ mu, na asoɔden amma wɔn a wodii kan kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no ankɔ mu nti,+ 7 bere tenten bi akyi no, ɔsan hyɛɛ da foforo, bere a ɔkae wɔ Dawid dwom mu sɛ “Ɛnnɛ” no. Sɛnea wɔaka dedaw no, “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a, mummpirim mo koma.”+ 8 Na sɛ Yosua+ dii wɔn anim kɔɔ homebea a, anka ɛno akyi no, Onyankopɔn renka ɛda foforo ho asɛm. 9 Enti ɔhome da bi wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo.+ 10 Efisɛ onipa a ɔkɔ Onyankopɔn home mu no, wahome afi ɔno ara nso ne nnwuma ho, sɛnea Onyankopɔn home fii ne de ho+ no.

11 Enti momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa nkɔ saa ɔhome no mu, na obiara ansuasua wɔn asoɔden no bi.+ 12 Na Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu,+ na ano yɛ nnam sen sekan+ anofanu biara, na etumi wura mu kɔpaapae ɔkra* ne honhom,* ne dompe* ne emu hon mu mpo, na etumi hu komam adwene ne emu nsusuwii. 13 Na abɔde biara nni hɔ a ahintaw wɔ n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee wɔ nea ɛsɛ sɛ yebu akontaa kyerɛ no+ no anim.

14 Enti esiane sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panyin kɛse a ɔkɔ soro, Onyankopɔn Ba+ Yesu, nti, momma yɛnkɔ so nka ne ho asɛm nkyerɛ nkurɔfo.*+ 15 Na ɔsɔfo panyin a yɛwɔ no, ɔnyɛ obi a ontumi nte yɛn mmerɛwyɛ ase,+ na mmom ɔyɛ obi a wɔasɔ no ahwɛ wɔ biribiara mu te sɛ yɛn ara; nanso bɔne nni ne ho.+ 16 Enti momma yɛmfa ahotoso mmra adom ahengua no anim,+ na yɛanya mmɔborɔhunu, na yɛanya adom a ɛbɛboa yɛn bere a ɛsɛ mu.

5 Ɔsɔfo panyin biara a woyi no fi nnipa mu no, wɔhyɛ no sɔfo ma ogyina nnipa ananmu yɛ Onyankopɔn som adwuma,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde akyɛde bɛma, na wabɔ bɔne ho afɔre.+ 2 Nnipa a wonnim a wodi mfomso* no, otumi nya ayamhyehye ma wɔn,* efisɛ onim sɛ ɔno nso wɔ mmerɛwyɛ, 3 na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔre, sɛnea ɔbɔ ma ɔmanfo no ara.+

4 Onipa biara rentumi mfa saa nidi yi mma ɔno ara ne ho. Sɛ obi betumi anya saa nidi yi a, gye sɛ Onyankopɔn afrɛ no, sɛnea ɔfrɛɛ Aaron no.+ 5 Saa ara na Kristo nso te. Ɛnyɛ ɔno ara na ɔhyɛɛ ne ho anuonyam+ bɛyɛɛ ɔsɔfo panyin. Mmom Nea ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woyɛ me ba; ɛnnɛ mabɛyɛ w’agya”+ no, ɔno na ɔhyɛɛ no anuonyam. 6 Saa ara na waka wɔ baabi foforo nso sɛ, “Woyɛ ɔsɔfo daa te sɛ Melkisedek.”+

7 Bere a Kristo wɔ asaase so no,* ɔnam nteɛm a emu yɛ den ne nisu+ so de nkotosrɛ ne adesrɛ kɔɔ Nea na obetumi agye no afi owu mu no anim, na ne nyamesuro nti, wotiee no. 8 Ɛwom sɛ na ɔyɛ ɔba de, nanso osuaa osetie fii amanehunu a ɔfaa mu no mu.+ 9 Na bere a wɔma owiee pɛyɛ+ no, ɔbɛyɛɛ obi a ɔbɛma wɔn a wotie no no nyinaa anya nkwagye daa,+ 10 efisɛ Onyankopɔn apaw no sɛ ɔsɔfo panyin te sɛ Melkisedek.+

11 Yɛwɔ ne ho nsɛm pii ka, nanso ɛyɛ den sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ mu, efisɛ mote asɛm a, ɛkyɛ ansa na moate ase. 12 Saa bere yi de, anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo. Nanso, moda so ara hia obi a ɔbɛsan afi ase akyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm kronkron a mudii kan suae no.*+ Moatew kɔ mo akyi abɛyɛ nnipa a wohia nufusu, ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den. 13 Na obiara a ɔkɔ so ara num nufu no, onnim trenee asɛm no, efisɛ ɔyɛ abofra ketewa.+ 14 Na aduan a ɛyɛ den yɛ wɔn a wɔanyin no dea, wɔn a wɔde wɔn adwene yɛ adwuma ma enti wɔatete no ama etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe no.

6 Ɛno nti seesei, Kristo ho nsɛm a yedii kan suae no,+ yɛatra hɔ. Enti momma yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛyere yɛn ho anyin wɔ gyidi no mu,+ na yɛanto fapem foforo a ɛne nnwuma funu ho adwensakra ne Onyankopɔn mu gyidi, 2 asubɔ ahorow ho nkyerɛkyerɛ ne nsa a wɔde gu nkurɔfo so,+ owusɔre+ ne daa atemmu. 3 Eyi na sɛ Onyankopɔn ma kwan a, yɛbɛyɛ.

4 Na wɔn a wɔahu hann pɛn,+ na wɔaka ɔsoro akyɛde a wɔde ma kwa no ahwɛ, na wɔanya honhom kronkron no bi, 5 na wɔaka Onyankopɔn asɛm a eye ne wiase* a ɛreba no ahoɔden ahwɛ, 6 nanso wɔawae+ no, ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wɔbɛsan ama wɔasakra wɔn adwene, efisɛ wɔbɔ Onyankopɔn Ba no asɛndua mu bio ma wɔn ho, na wogu n’anim ase wɔ baguam.+ 7 Sɛ asaase nom osu a ɛtaa tɔ gu so no, na sɛ ɛma afifide fifi ma wɔn a wodua maa wɔn no nya so mfaso a, enya Onyankopɔn hɔ nhyira. 8 Nanso sɛ efifi nsɔe ne nwura* a, wɔpo, na ɛfrɛfrɛ nnome, na nea ɛbɛkɔ akowie ara ne sɛ wɔbɛhyew.

9 Adɔfo, ɛwom sɛ yɛrekasa wɔ saa kwan yi so de, nanso yɛwɔ awerɛhyem sɛ mo fam de, ɛbɛyɛ nneɛma pa, nneɛma a ɛde nkwagye ba. 10 Efisɛ Onyankopɔn nyɛ obi a ɔnteɛ, enti ne werɛ remfi mo adwuma ne sɛnea moasom akronkronfo na moda so som wɔn de kyerɛ sɛ modɔ ne din no.+ 11 Nanso yɛpɛ sɛ mo mu biara da nsi ne ahokeka koro no ara bi adi, sɛnea ɛbɛyɛ a mode awerɛhyem a edi mu bɛhwɛ mo anidaso+ no kwan akosi sɛ ɛbɛba mu,+ 12 na amma moanyɛ anihaw,+ na mmom moasuasua wɔn a wɔnam gyidi ne abotare so nya bɔhyɛ ahorow no.

13 Na bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, esiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛse sen no a ɔde no bɛka ntam nti, Onyankopɔn de ɔno ara ne ho kaa ntam,+ 14 na ɔkae sɛ: “Ɔkwan biara so mehyira wo, na ɔkwan biara so mɛma w’asefo ayɛ bebree.”+ 15 Enti bere a Abraham nyaa abotare no, ne nsa kaa bɔhyɛ yi. 16 Nnipa de nea ɔso sen wɔn na ɛka ntam, na wɔn ntam no ma akasakasa* biara to twa, efisɛ ɛyɛ mmara kwan so adanse ma wɔn.+ 17 Saa ara na Onyankopɔn nso, bere a ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛma bɔhyɛ no ho adedifo*+ no ahu pefee sɛ n’atirimpɔw* rentumi nsakra no, ɔkaa ntam de sii so,* 18 sɛnea ɛbɛyɛ a, nneɛma abien a ɛnsakra a Onyankopɔn ntumi nni atoro+ wom nti, yɛn a yɛaguan akonya guankɔbea no benya nkuranhyɛ a emu yɛ den a ɛbɛma yɛaso anidaso a wɔde asi yɛn anim no mu pintinn. 19 Saa anidaso+ a yɛwɔ yi, ɛte sɛ sɛkyɛ* ma ɔkra;* etim hɔ na enhinhim. Na ɛfa ntwamutam no mu kɔ mu,+ 20 baabi a odikanfo bi akɔ hɔ ama yɛn no. Ɔno ne Yesu+ a wabɛyɛ ɔsɔfo panyin daa te sɛ Melkisedek+ no.

7 Saa Melkisedek yi, Salem hene, Ɔsorosoroni Nyankopɔn sɔfo no na okohyiaa Abraham hyiraa no bere a Abraham kokum ahemfo no a na ɔresan aba no.+ 2 Na Abraham kyɛɛ biribiara mu du maa no baako. Nea edi kan no, ne din no kyerɛ, “Trenee Hene.” Afei nso, ɔyɛ Salem hene, a ɛkyerɛ, “Asomdwoe Hene.” 3 Onni papa nni maame, na onni abusua santen; ne nna nni mfiase na ne nkwa nni awiei. Mmom wɔayɛ no sɛ Onyankopɔn Ba no, enti ɔkɔ so di sɔfo afebɔɔ.+

4 Onipa yi a abusua ti* Abraham kyɛɛ asade* a eye paa no mu du maa no baako+ no, monhwɛ sɛnea ɔyɛ kɛse fa. 5 Nea ɛwom ne sɛ, sɛnea Mmara no kyerɛ no, mmarima a wofi Lewi mma mu+ a wonya asɔfodwuma no wɔ ahyɛde bi sɛ wogye ntotoso du du* fi ɔman no hɔ,+ kyerɛ sɛ, wogye fi wɔn nuanom nkyɛn, ɛwom sɛ ɔman no nso yɛ Abraham asefo.* 6 Nanso ɔbarima yi a omfi saa abusua no mu no gyee Abraham hɔ ntotoso du du,* na ohyiraa nea na wɔahyɛ no bɔ no.+ 7 Akyinnye biara nni ho sɛ, nea ɔyɛ kɛse no, ɔno na ohyira nea ɔyɛ akumaa. 8 Asɛm baako no mu no, nnipa a wowu na wogye ntotoso du du,* nanso asɛm a ɛka ho no mu de, ɛyɛ obi a wodi ne ho adanse sɛ ɔte ase+ na ogye. 9 Na yebetumi aka sɛ, Lewi a ogye ntotoso du du* no mpo, ɔnam Abraham so tuaa ntotoso du du no bi. 10 Efisɛ na Lewi wɔ ne nanabarima asen mu* bere a Melkisedek kohyiaa Lewi nanabarima+ no.

11 Enti afei, sɛ Lewi asɔfodi no na ɛma nnipa wie pɛyɛ a+ (efisɛ na ɛyɛ biribi a ɛka Mmara a wɔde maa ɔman no ho), anka hia bɛn na ehia sɛ ɔsɔfo foforo a ɔte sɛ Melkisedek+ bɛba na mmom ɛnyɛ nea ɔte sɛ Aaron? 12 Esiane sɛ wɔresesa asɔfodi no nti, ehia sɛ wɔsesa Mmara no nso.+ 13 Na ɔbarima a wɔaka nsɛm yi afa ne ho no, ofi abusuakuw foforo mu, abusuakuw a obiara mfii mu mmɛyɛɛ afɔremuka so adwuma da.+ 14 Na emu da hɔ paa sɛ, Yuda mu na yɛn Awurade fi,+ nanso Mose anka biribiara a ɛkyerɛ sɛ asɔfo befi saa abusuakuw no mu aba.

15 Na nea ɛma emu da hɔ kɛse koraa ne bere a ɔsɔfo foforo+ a ɔte sɛ Melkisedek+ bae no. 16 Ɔno de, ɛnyɛ abusuakuw a ofi mu na ɔnam so yɛ ɔsɔfo sɛnea mmara hwehwɛ no, na mmom ɔnam tumi a ɛma nkwa a entumi nsɛe so.+ 17 Efisɛ wɔka de di ne ho adanse sɛ: “Woyɛ ɔsɔfo daa te sɛ Melkisedek.”+

18 Ɛno nti, esiane sɛ mmara a edi kan no yɛ mmerɛw na mfaso nni so+ nti, wɔde ato nkyɛn. 19 Efisɛ Mmara no amma biribiara anwie pɛyɛ,+ na mmom anidaso a ɛkyɛn ɛno+ a ɛbae no na ama biribiara awie pɛyɛ, na ɛno na yɛnam so bɛn Onyankopɔn.+ 20 Afei nso, esiane sɛ wɔkaa ntam ansa na wɔreyɛ eyi nti 21 (efisɛ nea ɛwom ne sɛ, mmarima bi abɛyɛ asɔfo a wɔanka ntam wɔ wɔn ho, nanso oyi de, wɔkaa ntam faa ne ho ansa na ɔrebɛyɛ ɔsɔfo, na Onii a ɔkaa ntam no kae sɛ: “Yehowa* aka ntam, na ɔrensesa n’adwene.* Waka sɛ, ‘Woyɛ ɔsɔfo daa’”),+ 22 Yesu abɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ apam a ɛkyɛn apam baako no bɛba mu.*+ 23 Bio nso, na ɛsɛ sɛ nnipa pii bɛyɛ asɔfo+ efisɛ owu amma asɔfo no antoa so anni sɔfo daa. 24 Nanso ɔno de, esiane sɛ ɔte ase daa+ nti, ɔyɛ ɔsɔfo daa; obiara nni n’ade. 25 Ne saa nti, otumi nso gye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ ɔbɛsrɛ ama wɔn.+

26 Na eye sɛ yebenya ɔsɔfo panyin a ɔte saa a odi nokware, bɔne nni ne mu, efĩ nni ne ho,+ wɔatew no afi abɔnefo ho, na wɔama no so asen ɔsoro.*+ 27 Enhia sɛ da biara odi kan bɔ afɔre+ ma n’ankasa bɔne, na owie a wabɔ bi nso ama ɔman no+ sɛnea saa asɔfo mpanyin no yɛe no, efisɛ ɔno de, ɔbɔɔ no prɛko bere a ɔde ne ho mae+ no. 28 Na Mmara no yii nnipa a wɔwɔ mmerɛwyɛ sɛ asɔfo mpanyin,+ nanso asɛm a wɔde kaa ntam+ wɔ Mmara no akyi no de, eyii ɔba a wɔama wawie pɛyɛ+ afebɔɔ.

8 Nea yɛreka ho asɛm no, asɛntitiriw a ɛwom ni: Yɛwɔ ɔsɔfo panyin a ɔte saa,+ na wakɔtena Otumfo no ahengua nifa so wɔ soro+ 2 sɛ obi a ɔsom wɔ kronkronbea+ hɔ ne ntamadan ankasa* no mu; saa ntamadan no, Yehowa* na ɔyɛe, na ɛnyɛ onipa. 3 Na ɔsɔfo panyin biara, wɔpaw no sɛ ɔmfa akyɛde mma, na ɔmmɔ afɔre nso. Enti, na ehia sɛ oyi nso nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔre.+ 4 Na sɛ ɔwɔ asaase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfo+ efisɛ mmarima wɔ hɔ dedaw a wɔde akyɛde ma sɛnea Mmara no kyerɛ no. 5 Ɔsom kronn a mmarima yi de ma no te sɛ nea ɛkɔ so wɔ soro+ no, na ɛyɛ ne sunsuma.+ Ɛte sɛ ahyɛde a Onyankopɔn de maa Mose bere a na ɔrebesi ntamadan no. Ɔkae sɛ: “Hwɛ sɛ wobɛyɛ nneɛma nyinaa te sɛ ne nhwɛso a mede kyerɛɛ wo wɔ bepɔw no so no.”+ 6 Nanso seesei Yesu nsa aka ɔsom adwuma a ɛkorɔn, efisɛ ɔsan yɛ apam a ɛno nso korɔn+ ntamgyinafo.+ Saa apam yi, bɔhyɛ ahorow a ɛkyɛn so na wɔnam mmara kwan so de yɛe.+

7 Sɛ mfomso biara nni apam a edi kan no ho a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛto so abien.+ 8 Na onyaa ɔman no ho mfomso, na ɔkae sɛ: “‘Hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa* asɛm ni, ‘na me ne Israel fi ne Yuda fi bɛyɛ apam foforo. 9 Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛe da a misusoo wɔn nsa dii wɔn anim fii Egypt asaase so+ no. Efisɛ wɔanni m’apam no so; ɛno nti, manhwɛ wɔn bio,’ Yehowa* asɛm ni.”

10 “‘Na eyi ne apam a me ne Israel fi bɛyɛ wɔ saa nna no akyi,’ Yehowa* asɛm ni. ‘Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwenem, na mɛkyerɛw wɔ wɔn komam.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me man.+

11 “‘Na obiara renkyerɛ ne man muni ne ne nua bio sɛ: “Munhu Yehowa!”* Efisɛ wɔn nyinaa behu me, efi akumaa so kosi ɔkɛse so. 12 Na mehu wɔn mmɔbɔ wɔ wɔn nneyɛe bɔne ho, na merenkae wɔn bɔne bio.’”+

13 Sɛ ɔka sɛ “apam foforo” a, ɛkyerɛ sɛ kan de no ayɛ dedaw.+ Na nea ayɛ dedaw a ɛretwam* no, ɛrebɛyera.+

9 Kan apam no de, na ɛwɔ ɔsom kronn ho mmara, na na ɛwɔ kronkronbea+ wɔ asaase so. 2 Wosii ntamadan no pia a edi kan no. Emu na na kaneadua+ ne ɔpon ne paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim*+ no wɔ; wɔfrɛ hɔ Kronkronbea.+ 3 Na ntwamutam+ a ɛto so abien no akyi na na ntamadan no pia a wɔfrɛ hɔ Kronkron Mu Kronkronbea+ no wɔ. 4 Ɛhɔ na na sika kɔkɔɔ ade a wɔhyew aduhuam wom+ ne apam adaka+ a wɔde sika kɔkɔɔ adura ho nyinaa+ no wɔ. Apam adaka no, sika kɔkɔɔ kuruwa a mana wom+ ne Aaron poma a ɛfefɛwee+ ne apam abopon+ no na na ɛwɔ mu. 5 Ná kerubim* a wɔwɔ anuonyam no butuw mpata mmuaso no so* wɔ apam adaka no so.+ Nanso ɛnyɛ saa bere yi na yɛbɛka eyinom ho asɛm akɔ akyiri.

6 Bere a wɔhyehyɛɛ nneɛma yi wiei saa no, na asɔfo no taa kɔ ntamadan no pia a edi kan no mu kɔyɛ ɔsom adwuma;+ 7 nanso pia a ɛto so abien no de, ɔsɔfo panyin no nko ara na na ɔkɔ hɔ pɛnkoro afe biara.+ Sɛ ɔrekɔ hɔ a, na ɛsɛ sɛ ɔde mogya kɔ,+ na ɔde kɔbɔ afɔre ma n’ankasa ho+ ne ne man wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ+ a wonnim no ho. 8 Enti honhom kronkron ma emu da hɔ pefee sɛ, bere a na ntamadan a edi kan no wɔ hɔ no, na wonnya nyii ɔkwan a ɛkɔ kronkronbea no adi.+ 9 Saa ntamadan yi yɛ nhwɛso ma bere a ɛwɔ hɔ seesei yi,+ na sɛnea ɛho nhyehyɛe te no, wɔde akyɛde ne afɔre nyinaa ma.+ Nanso, eyi ntumi mma nea ɔyɛ ɔsom adwuma* no ahonim* nwie pɛyɛ.+ 10 Mmom nea ɛfa ho ara ne nnuan ne anonne ne asubɔ ahorow.*+ Ná ɛyɛ nipadua ho nneɛma a mmara hwehwɛ,+ na na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma kosi sɛ bere a wɔahyɛ sɛ wɔde bɛtoto nneɛma yiye no bɛba.

11 Nanso, bere a Kristo bae sɛ nneɛma pa a aba dedaw no ho sɔfo panyin no, ɔfaa ntamadan a ɛso na ewie pɛyɛ sen kan de no mu. Saa ntamadan no, ɛnyɛ nsa na wɔde sii, kyerɛ sɛ, emfi adebɔ yi mu. 12 Ɔfaa mu kowuraa kronkronbea hɔ prɛko, na okonyaa nkwagye* a ɛwɔ hɔ daa maa yɛn.+ Nanso ɛnyɛ mpɔnkye ne anantwi* mogya na ɔde kɔɔ hɔ, na mmom ɔno ankasa ne mogya.+ 13 Mpɔnkye ne anantwinini mogya+ ne nantwibere* nsõ a wɔde pete wɔn a wɔn ho agu fĩ so no, ɛno mpo maa wɔn ho tewee, na edwiraa wɔn ho.*+ 14 Sɛ saa a, ɛnde Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho maa Onyankopɔn sɛ afɔre a dɛm nni ho no, hwɛ sɛnea ne mogya+ betumi atew yɛn ahonim* ho afi nnwuma funu ho+ na yɛatumi de ɔsom kronn ama Onyankopɔn teasefo no!+

15 Ɛno nti na ɔyɛ ntamgyinafo ma apam foforo+ no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔafrɛ wɔn no benya daa agyapade ho bɔhyɛ no.+ Wu a owui no na ɛmaa eyinom nyinaa yɛɛ yiye, na ɛnam so na wonyaa agyede+ de yii wɔn fii kan apam no mmarato ase. 16 Na sɛ wɔyɛ apam a, ehia sɛ onipa a ɔyɛɛ apam no wu. 17 Sɛ onipa a ɔyɛɛ apam no wu a, ɛno na ɛma apam no di mu, efisɛ bere tenten a onipa a ɔyɛɛ apam no te ase no, apam no nyɛ adwuma. 18 Ɛno nti, kan apam no nso, mogya na ɛma ɛyɛɛ adwuma.* 19 Na bere a Mose kaa Mmara no mu ahyɛde nyinaa kyerɛɛ ɔman no nyinaa wiei no, ɔfaa anantwi* ne mpɔnkye no mogya ne nsu ne ntama kɔkɔɔ ne sommɛ,* na ɔde petee nhoma* no ne ɔman no nyinaa so, 20 na ɔkae sɛ: “Apam a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo sɛ munni so no, ɛho mogya ni.”+ 21 Na ntamadan no ne nkuku ne nyowa ne nea ɛkeka ho nyinaa a wɔde yɛ adwuma kronkron* no, ɔde mogya no petee ho.+ 22 Yiw, sɛnea Mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔde mogya na ɛtew nneɛma nyinaa ho,+ na sɛ wɔanhwie mogya angu a, bɔnefakyɛ rentumi mma.+

23 Enti, na ɛho hia sɛ wɔfa saa kwan yi so tew nneɛma a ɛte sɛ nea ɛwɔ soro+ no ho. Na ɔsoro nneɛma no ankasa de, ehia sɛ wɔde afɔre a ɛkyɛn mmoa de na ɛtew ho.+ 24 Na Kristo ankɔ kronkronbea a wɔde nsa yɛe,+ a na egyina hɔ ma kronkronbea paa no+ mu, na mmom ɔkɔɔ ɔsoro ankasa.+ Ɛno nti seesei wakopue Onyankopɔn anim ama yɛn.+ 25 Wankɔ sɛ ɔde ne ho rekɔbɔ afɔre mpɛn pii, te sɛ nea na ɔsɔfo panyin no de mogya a ɛnyɛ ɔno ara ne mogya kɔ kronkronbea hɔ afe biara+ no. 26 Anyɛ saa a, anka gye sɛ ohu amane mpɛn pii fi bere a wɔhyɛɛ wiase ase no.* Nanso afei de, wayi ne ho adi prɛko wɔ wiase yi* awiei bere mu sɛ ɔnam afɔre a ɔde ne ho bɔe no so beyi bɔne afi hɔ.+ 27 Na sɛnea ɛda hɔ ma nnipa sɛ wowu prɛko, na ɛno akyi, wɔabu wɔn atɛn no, 28 saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔre prɛko de soaa nnipa pii bɔne.+ Ne mprenu so a obeyi ne ho adi no de, ɛnyɛ bɔne nti na ɔbɛba. Na wɔn a wɔhwɛ no kwan denneennen repɛ wɔn nkwagye no behu no.+

10 Mmara no yɛ nneɛma pa a ɛbɛba+ no sunsuma,+ na ɛnyɛ sɛnea nneɛma no te ankasa. Ɛno nti, wɔn a wɔba Onyankopɔn nkyɛn a wɔkɔ so bɔ afɔre koro no ara afe biara no, ɛrentumi* mma wonwie pɛyɛ da.+ 2 Ɛnte saa a, anka wogyaee afɔre a na wɔbɔ no. Efisɛ wɔn a na wɔde ɔsom kronn ma Onyankopɔn no, sɛ wonya tew wɔn ho wie a, anka wɔn ahonim* remmu wɔn fɔ wɔ bɔne ho bio. 3 Mmom no, saa afɔre ahorow a wɔbɔ no ma wɔkae wɔn bɔne afe biara,+ 4 efisɛ anantwinini ne mpɔnkye mogya ntumi nyi bɔne mfi hɔ.

5 Enti bere a ɔbaa wiase no, ɔkae sɛ: “‘Afɔre ne ayɛyɛde de woampɛ, na mmom nipadua na wusiesie maa me. 6 Ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre ansɔ w’ani.’+ 7 Ɛnna mekae sɛ: ‘Hwɛ! Maba (wɔakyerɛw me ho asɛm wɔ nhoma mmobɔwee* no mu) sɛ merebɛyɛ w’apɛde, O Onyankopɔn.’”+ 8 Odii kan kae sɛ: “Afɔre ne ayɛyɛde ne ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre de, w’ani ansɔ, na woampɛ”; eyinom yɛ afɔre a na Mmara no hwehwɛ. 9 Ɛnna afei ɔkae sɛ: “Hwɛ! Maba sɛ merebɛyɛ w’apɛde.”+ Oyii nea edi kan no fii hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde nea ɛto so abien no besi hɔ. 10 Saa ‘apɛde’ no+ na wɔnam so ama Yesu Kristo nipadua a wɔde mae prɛko no atew yɛn ho.+

11 Bio nso, da biara, ɔsɔfo biara kogyina ne gyinabea yɛ adwuma kronkron,*+ na ɔbɔ afɔre koro no ara mpɛn pii,+ afɔre a entumi nyi bɔne mfi hɔ korakora no.+ 12 Nanso saa ɔbarima yi de, ɔbɔɔ bɔne ho afɔre baako pɛ, na n’afɔrebɔ no ntwam da. Ɛno akyi no, ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa.+ 13 Efi saa bere no, ɔretwɛn akosi sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ntiaso.+ 14 Na ɔnam afɔre baako so ama wɔn a wɔatew wɔn ho no awie pɛyɛ,+ na wɔn pɛyɛ no bɛwɔ hɔ afebɔɔ. 15 Afei nso, honhom kronkron no nso di yɛn adanse, efisɛ ɛka sɛ: 16 “‘Eyi ne apam a me ne wɔn bɛyɛ wɔ saa nna no akyi,’ Yehowa* asɛm ni. ‘Mede me mmara bɛhyɛ wɔn komam, na makyerɛw wɔ wɔn adwenem.’”+ 17 Na ɛno akyi no, ɛka sɛ: “Na merenkae wɔn bɔne ne wɔn mmarato bio.”+ 18 Na sɛ wɔde bɔne ne mmarato yi kyɛ a, ɛnde na bɔne ho afɔrebɔ nhia bio.

19 Enti anuanom, yɛnam Yesu mogya so anya akokoduru* a yɛde fa ɔkwan a ɛkɔ kronkronbea hɔ+ no so. 20 Ɔkwan a obue maa yɛn* no yɛ ɔkwan foforo a ɛwɔ nkwa, na ɛfa ntwamutam+ no mu, ntwamutam a egyina hɔ ma ne honam no. 21 Afei nso, yɛwɔ ɔsɔfo kɛse a odi Onyankopɔn fi so.+ 22 Ɛno nti, momma yɛmfa koma pa ne gyidi a edi mu mmra, efisɛ wɔadwira* yɛn koma ho ama ɛho atew afi ahonim* bɔne ho,+ na wɔde nsu a emu tew aguare yɛn nipadua.+ 23 Momma yenso anidaso a yɛka ho asɛm kyerɛ nkurɔfo* no mu denneennen a yenhinhim,+ efisɛ nea ɔhyɛɛ bɔ no yɛ ɔnokwafo. 24 Na momma obiara nnwen ne yɔnko ho,* sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bɛkanyan* ne yɔnko ama wada ɔdɔ adi na wayɛ nnwuma pa.+ 25 Na mommma yennnyae sɛ yɛne yɛn ho behyiam,+ sɛnea ebinom nhyiam no. Mmom momma yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran,+ titiriw, bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.+

26 Na sɛ yenya nokware no ho nimdeɛ a edi mu, na ɛno akyi no yɛboapa tena bɔne mu a,+ bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio.+ 27 Mmom nea aka ara ne sɛ yɛde ehu bɛhwɛ atemmu ne abufuhyew a ɛrebɛsɛe asɔretiafo no kwan.+ 28 Obiara a obu Mose mmara no animtiaa no, wogyina nnipa baanu anaa baasa adanse so kum no a wonhu no mmɔbɔ.+ 29 Ɛnde obi a watiatia Onyankopɔn Ba no so, na wabu apam mogya+ a wɔde tew ne ho no sɛ adehunu bi, na wayeyaw adom honhom no pɔtɔɔ no, asotwe a ɛbɛba no so de, yɛnka!+ 30 Na yenim Nea ɔkae sɛ: “Me na mitua bɔne so ka;* me ara metua ka” no. Afei nso: “Yehowa* bebu ne nkurɔfo atɛn.”+ 31 Ɛyɛ hu sɛ Onyankopɔn teasefo no bɛtwe obi aso.*

32 Nanso, monkɔ so nkae kan nna a muhuu hann no.+ Saa bere no, mode animia gyinaa ɔko a emu yɛ den ne amanehunu mu. 33 Ɛtɔ da a, na wogu mo anim ase, na wɔteetee mo wɔ baguam.* Ɛtɔ da nso a, na mo ne wɔn a wɔrefa saa haw no mu no bom hu amane.* 34 Na wɔn a wɔda afiase no asɛm yɛɛ mo mmɔbɔ, na mode anigye penee so ma wɔfom mo ahode,+ efisɛ munim sɛ mowɔ agyapade a ɛkyɛn so a ɛwɔ hɔ daa.+

35 Enti monntow mo akokoduru* nnkyene, efisɛ mubenya so akatua kɛse.+ 36 Na ehia sɛ mode animia gyina mu,+ na sɛ moyɛ Onyankopɔn apɛde wie a, mo nsa aka bɔhyɛ no. 37 Efisɛ “aka kakraa bi”+ na “nea ɔreba no abedu, na ɔrenkyɛ.”+ 38 Na “me treneeni de, gyidi na ɛbɛma wanya nkwa,”+ na “sɛ ɔsan n’akyi a, m’ani* rennye ne ho.”+ 39 Yɛn de, yɛnyɛ nnipa a yɛtwe yɛn ho kɔ ɔsɛe mu,+ na mmom yɛyɛ nnipa a yɛwɔ gyidi a egye yɛn* nkwa.

11 Gyidi yɛ awerɛhyem a emu yɛ den a yɛwɔ sɛ ade a yɛn ani da so bɛba mu.+ Ɛyɛ adanse pefee* a ɛkyerɛ sɛ biribi a yɛn ani nhu wɔ hɔ ankasa. 2 Ɛno na wɔnam so dii tetefo* no ho adanse.

3 Gyidi na ɛma yehu sɛ wɔnam Onyankopɔn asɛm so na ɛtotoo nneɛma a ɛwɔ wiase,* ma enti nea yehu no fi nneɛma a yenhu mu na ɛbae.

4 Gyidi nti na Habel bɔɔ afɔre a ɛsom bo sen Kain de no maa Onyankopɔn,+ na ɛnam saa gyidi no so na onyaa adanse sɛ ɔyɛ ɔtreneeni, efisɛ Onyankopɔn ani sɔɔ n’akyɛde no,+ na ɛwom sɛ wawu de, nanso ɔnam ne gyidi so da so ara kasa.+

5 Gyidi nti na woyii Enok+ fii baabi a na ɔwɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhu owu. Na wɔanhu no wɔ baabiara, efisɛ Onyankopɔn yii no fii baabi a na ɔwɔ no;+ na ansa na wɔreyi no afi hɔ no, onyaa adanse sɛ wasɔ Onyankopɔn ani yiye. 6 Bio nso, sɛ obi nni gyidi a, ɔrentumi nsɔ Onyankopɔn ani yiye, efisɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no, ɛsɛ sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.+

7 Gyidi nti na bere a Noa+ nsa kaa Onyankopɔn kɔkɔbɔ a ɛfa nneɛma a wonnya nhui+ ho no, ɔkyerɛe sɛ osuro Onyankopɔn, na ɔyɛɛ adaka+ a wɔde begye ne fifo nkwa. Na ɔnam saa gyidi yi so buu wiase no fɔ,+ na ne gyidi nti, wobuu no ɔtreneeni.*

8 Gyidi nti na bere a wɔfrɛɛ Abraham+ no, otiei na osiim kɔɔ baabi a na obenya sɛ agyapade no; ɛwom sɛ na onnim baabi a ɔrekɔ, nanso osiim kɔe.+ 9 Gyidi nti na ɔtenaa bɔhyɛ asaase no so sɛ ɔhɔho a ɔte ananafo asaase so.+ Ɔne Isak ne Yakob a na wɔne no nyinaa yɛ bɔhyɛ koro no ara ho adedifo*+ no tenaa ntamadan mu.+ 10 Efisɛ na ɔretwɛn kurow a ɛwɔ fapem a ɛyɛ den no. Onyankopɔn na ɔyɛɛ saa kurow no na ɔkyekyee.+

11 Gyidi nti na Sara nso nyaa ahoɔden de nyinsɛn aseni* bere a na wapa saa mfe no ho mpo.+ Efisɛ obuu Nea ɔhyɛɛ bɔ no ɔnokwafo.* 12 Enti ɔbarima baako a na ɛte sɛ nea wawu no,+ ne mu na wonyaa* mma+ a wɔdɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wɔn dodow te sɛ mpoano anwea a enni ano.+

13 Gyidi mu na saa nnipa yi nyinaa wuwui a wɔanhu sɛ bɔhyɛ ahorow no aba mu;+ nanso wohui wɔ akyirikyiri+ de anigye gye toom, na wɔka kyerɛɛ nkurɔfo* sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo wɔ asaase no so. 14 Na wɔn a wɔka nsɛm a ɛte saa no, wɔde kyerɛ sɛ wɔn ani abere rehwehwɛ baabi a ɛbɛyɛ wɔn ankasa de. 15 Na sɛ wɔkɔɔ so kaee baabi a wotu fii no+ a, anka wobenya kwan asan akɔ hɔ. 16 Nanso afei wɔrehwehwɛ baabi a eye kyɛn saa, kyerɛ sɛ, nea ɛyɛ ɔsoro dea. Enti wɔn ho nyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ ɔbɛma wɔafrɛ no wɔn Nyankopɔn,+ efisɛ wasiesie kurow bi ama wɔn.+

17 Gyidi nti na bere a wɔsɔɔ Abraham hwɛe+ no, ɔde Isak bɔɔ afɔre wiei koraa ne sa, na ɔbarima a na ɔde anigye agye bɔhyɛ ahorow no yɛe sɛ ɔde ne ba koro+ no rebɔ afɔre, 18 ɛwom sɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ: “Nea wɔbɛfrɛ no ‘w’aseni’* no nam Isak so na ɔbɛba.”+ 19 Nanso ogye dii sɛ Onyankopɔn betumi anyan no afi awufo mu mpo; na ne nsa kaa no wɔ sɛnkyerɛnne kwan so.+

20 Gyidi nso nti na Isak hyiraa Yakob+ ne Esau+ wɔ nneɛma a na ɛrebɛba ho no.

21 Gyidi nti na bere a Yakob rebewu no,+ ohyiraa Yosef mma mmarima no mu biara,+ na obutuw ne poma ti so somee no.+

22 Gyidi nti na bere a Yosef rebewu no, ɔkaa tu a Israel mma betu afi Egypt ho asɛm; na ɔkyerɛɛ wɔn nea wɔnyɛ ne nnompe.*+

23 Gyidi nti na bere a wɔwoo Mose no, n’awofo de no siei abosome abiɛsa,+ efisɛ wohui sɛ abofra kumaa no ho yɛ fɛ,+ na wɔansuro ɔhene mmara no.+ 24 Gyidi nti na bere a Mose nyinii no,+ wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babea ba+ no, 25 na mmom ɔpɛe sɛ ɔbɛma wɔatan ɔne Onyankopɔn nkurɔfo ani sen sɛ obenya bɔne mu anigye bere tiaa bi. 26 Nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, obuu Nea Wɔasra No* no animguase sɛ ɛyɛ ahonyade kɛse sen Egypt agyapade, efisɛ ɔde n’ani nyinaa sii akatua no so. 27 Gyidi nti na ofii Egypt+ a wansuro ɔhene no abufuw,+ na ɔkɔɔ so gyinaa pintinn te sɛ nea ohu Onii a wonhu no no.+ 28 Gyidi nti odii Twam no, na ɔde mogya petepetee apongua ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔsɛefo no renyɛ wɔn mmakan bɔne.*+

29 Gyidi nti na wɔfaa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu te sɛ nea wɔnam asaase a ɛso awo so+ no, na bere a Egyptfo yɛe sɛ wɔrefa mu no, ɛmenee wɔn.+

30 Gyidi nti na Yeriko afasu no dwiriw gui bere a ɔman no twaa ho hyiae nnanson no.+ 31 Gyidi nti na wɔansɛe tuutuuni Rahab amfra asoɔdenfo no, efisɛ ogyee akwansrafo* no asomdwoe mu.+

32 Na dɛn bio na menka? Sɛ mereka Gideon,+ Barak,+ Samson,+ Yefta,+ Dawid+ ne Samuel+ ne adiyifo nkae no ho asɛm a, anka adagyew bɛbɔ me. 33 Wɔnam gyidi so ko dii ahenni ahorow so nkonim,+ maa trenee kɔɔ so, nyaa bɔhyɛ ahorow,+ siw agyata ano,+ 34 dwudwoo ogya ano,+ nyaa wɔn ho tetewee a sekan annya wɔn,+ nyaa ahoɔden bere a wɔyɛɛ mmerɛw,+ bɛyɛɛ mmarima a wonim akodi yiye,+ yɛɛ asraafo a wɔbɛtow hyɛɛ wɔn so no pasaa.+ 35 Wɔnam owusɔre so maa mmea nsa kaa wɔn awufo.+ Nanso ebinom de, wɔyɛɛ wɔn ayayade efisɛ wɔampene amma wɔamfa agyede bi so annye wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya owusɔre a ɛkyɛn saa. 36 Yiw, ebinom nso sɔhwɛ a wohyiae ne fɛwdi ne ɔhwe, na nea ɛsen saa mpo no, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu ebinom,+ na wɔde ebi nso guu afiase.+ 37 Wosiw wɔn abo,+ wɔsɔɔ wɔn hwɛe, wɔde sradaa paee wɔn mu,* wɔde sekan kunkum wɔn,+ wɔde nguan nhoma yɛɛ ntaade hyɛe, wɔde mpɔnkye nhoma yɛɛ ntaade hyɛe,+ wodii hia, wohuu amane,+ wodii wɔn ani;+ 38 ná wiase no mfata wɔn.* Wokyinkyin sare so, ne mmepɔw so, ne abodan+ ne asaase so abon mu.

39 Ɛwom, gyidi a na wɔwɔ nti, wɔn nyinaa nyaa adanse pa, nanso wɔanhu sɛ bɔhyɛ no aba mu, 40 efisɛ na Onyankopɔn adi kan ahu sɛ biribi a ɛkyɛn saa da hɔ ma yɛn,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremma wonwie pɛyɛ a yɛnka ho.

12 Ɛno nti, esiane sɛ yɛwɔ adansefo mununkum kɛse a atwa yɛn ho ahyia nti, momma yenyi adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na akyekyere yɛn+ no ngu, na yɛmfa animia ntu mmirika a ɛda yɛn anim no,+ 2 na yɛmfa yɛn ani nyinaa nsi Yesu so. Ɔno ne yɛn gyidi Safohene no ne nea ɔma yɛn gyidi wie pɛyɛ.+ Anigye a na ɛda n’anim nti, omiaa n’ani huu amane wɔ asɛndua* so, na obuu n’ani guu aniwu so, na wakɔtena Onyankopɔn ahengua no nifa.+ 3 Ɛno nti, nea ɔde animia gyinaa pintinn bere a nnebɔneyɛfo kasa tiaa no+ de yɛɛ wɔn ankasa wɔn ho bɔne no, munsusuw ne ho yiye, na moammrɛ, na moampa abaw.*+

4 Bere a mo ne saa bɔne no redi ako no, munnya nko nkoduu owu mu.* 5 Na afotu a wɔde maa mo sɛ mma no, mo werɛ afi koraa. Ɛka sɛ: “Me ba, mmu Yehowa* nteɛso adewa, na sɛ ɔka w’anim nso a, mpa abaw; 6 na nea Yehowa* dɔ no na ɔteɛ no so. Nea ɛwom ne sɛ, obiara a ogye no yɛ ne ba no, ɔhwe no.”*+

7 Nea morefa mu no, ehia sɛ mode animia gyina mu na mubu no sɛ ɛka mo nteɛso no ho.* Onyankopɔn reyɛ mo sɛ mma.+ Na ɔba bɛn na ne papa nteɛ no so?+ 8 Na sɛ mo nyinaa nnyaa nteɛso yi bi a, ɛnde na moyɛ aguaman mma, na monyɛ mma ankasa. 9 Bio nso, na yɛn agyanom* a wɔwoo yɛn no teɛ yɛn so, na na yebu wɔn. Ɛnde yɛn honhom mu Agya no nso ɛ? Ɛnsɛ sɛ yeyi yɛn yam de yɛn ho hyɛ n’ase kɛse na yenya nkwa anaa?+ 10 Wɔn de, wɔtwee yɛn aso kakraa bi sɛnea eye ma wɔn, na ɔno de, yɛn yiye mu nti na ɔyɛ saa, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya ne kronkronyɛ no bi.+ 11 Ampa, nteɛso biara nni hɔ a ɛyɛ anigye seesei, mmom ɛyɛ yaw.* Nanso akyiri yi, ɛsow asomdwoe aba a ɛne trenee ma wɔn a atete wɔn no.

12 Enti monhyɛ nsa a emu agow ne nkotodwe a ahodwow den,+ 13 na monkɔ so mma mo anammɔn kwan nyɛ tẽẽ,+ sɛnea ɛbɛyɛ a nea atɔ apakye no renhuan, na mmom wɔasa no yare. 14 Monhwehwɛ asomdwoe wɔ mo ne nnipa nyinaa ntam,+ na monhwehwɛ ahotew*+ a sɛ obi kwati a, ɔrentumi nhu Awurade no. 15 Monhwɛ yiye na Onyankopɔn adom ammɔ obiara, na ntini a bɔre wom biara ampue ammɛyɛ ɔhaw, na angu nnipa bebree ho fĩ;+ 16 na monhwɛ na mo mu biara anyɛ oguamammɔfo* anaa wanyɛ obi a ommu nneɛma kronkron te sɛ Esau a ɔde hokwan a ɔwɔ sɛ abakan no sesaa aduan baako pɛ no.+ 17 Na munim sɛ ɛno akyi no, ɔpɛe sɛ onya nhyira, nanso wɔpoo no. Ɛwom sɛ ɔtew nisu, na ɔyɛɛ biara sɛ ɔbɛma wasesa n’adwene,*+ nanso ankosi hwee.*

18 Na moamma bepɔw no ho, bepɔw* a wotumi de nsa ka+ a wɔde ogya ato mu,+ a omununkum kusuu ne sum kabii wɔ so na mframa a ano yɛ den+ bɔ fa ho no; 19 na moamma torobɛnto nnyigyei+ ne ɛnne a ɛrekasa+ no ho, ɛnne a nkurɔfo no tee a wɔsrɛe sɛ wɔnnka asɛm biara nnkyerɛ wɔn bio+ no. 20 Efisɛ na ahyɛde yi mu yɛ duru ma wɔn dodo: “Sɛ aboa mpo ho ka bepɔw no a, wonsiw no abo.”+ 21 Bio nso, na nea ɛrekɔ so no yɛ hu ara ma Mose kae sɛ: “Misuro, na me ho repopo.”+ 22 Mmom no, moaba Sion Bepɔw+ ho ne Onyankopɔn teasefo no kurow mu, ɔsoro Yerusalem,+ ne abɔfo mpem dudu 23 bagua anim,+ ne mmakan a wɔakyerɛw wɔn din wɔ ɔsoro no asafo mu, ne Onyankopɔn a ɔyɛ obiara Temmufo+ no anim, ne atreneefo a wɔde honhom no tumi bɔ wɔn bra,+ a wɔama wɔawie pɛyɛ+ no mu, 24 ne apam foforo+ ntamgyinafo Yesu+ nkyɛn, ɛne mogya a wɔpetee a ɛkasa yiye sen Habel mogya+ no ho.

25 Monhwɛ yiye na moanyɛ mo adwene sɛ morentie* nea ɔrekasa no. Na sɛ wɔn a wɔantie nea ɔde Onyankopɔn kɔkɔbɔ mae wɔ asaase so no amfa wɔn ho anni a, ɛnde sɛ yɛdan yɛn akyi kyerɛ nea ofi soro kasa no a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛafa yɛn ho adi ama ayɛ yiye!+ 26 Saa bere no, ne nne wosow asaase,+ na seesei de wahyɛ bɔ sɛ: “Ɛbɛsan aba bio sɛ, ɛnyɛ asaase nko ara na mɛwosow, na mmom mɛwosow ɔsoro nso.”+ 27 Na sɛ ɔka sɛ, “ɛbɛsan aba bio” a, ɛkyerɛ sɛ wobeyi nneɛma a wɔwosow no afi hɔ, kyerɛ sɛ, nneɛma a wɔayɛ no, sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma a wɔnwosow no bɛtena hɔ. 28 Enti esiane sɛ yenim sɛ yebenya Ahenni a wontumi nwosow nti, momma yɛnkɔ so nnya adom a yɛnam so som Onyankopɔn sɛnea ɔpɛ no, wɔ onyamesuro ne ahopopo mu. 29 Efisɛ yɛn Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew ade.+

13 Monkɔ so nkyerɛ onuadɔ.+ 2 Mommma mo werɛ mmfi ahɔhoyɛ,* efisɛ ɛno na ɛmaa ebinom gyee abɔfo kɔɔ wɔn fi a+ wɔanhu mpo.+ 3 Monkae wɔn a wɔda afiase* no+ te sɛ nea mo ne wɔn na ɛda afiase;+ na monkae wɔn a wɔreteetee wɔn no, efisɛ mo nso mowɔ ɔhonam mu.* 4 Mo nyinaa, munni aware ni, na munngu aware mpa ho fĩ,+ efisɛ Onyankopɔn bebu aguamammɔfo* ne awaresɛefo atɛn.+ 5 Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu,+ mmom momma mo ani nsɔ nea mowɔ.+ Efisɛ waka sɛ: “Merennyaw wo da, na merennan m’akyi nkyerɛ wo da biara da.”+ 6 Ɛma yenya akokoduru ka sɛ: “Yehowa* ne me boafo; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?”+

7 Monkae wɔn a wodi mo anim+ a wɔaka Onyankopɔn asɛm akyerɛ mo no. Momfa mo ani nto fam nhwɛ sɛnea wɔn abrabɔ bewie, na munsuasua wɔn gyidi.+

8 Yesu Kristo te sɛnea ɔte, nnɛra, ɛnnɛ, ne daa nyinaa.

9 Munnni nkyerɛkyerɛ ahorow ne nkyerɛkyerɛ a efi baabi foforo akyi mmfom kwan, na eye sɛ wɔde adom bɛhyɛ koma no den sen sɛ wɔde nnuan* bɛhyɛ no den, nnuan a wɔn a egye wɔn adwene no nnya so mfaso biara no.+

10 Yɛwɔ afɔremuka a nea ɛwɔ so no, wɔn a wɔsom wɔ ntamadan no mu nni ho kwan* sɛ wodi bi.+ 11 Na mmoa a ɔsɔfo panyin no de wɔn mogya kɔ kronkronbea hɔ kɔbɔ bɔne ho afɔre no, wɔhyew wɔn afunu wɔ asoɛe no akyi.+ 12 Enti Yesu nso huu amane wɔ kurow no pon akyi,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde ɔno ara ne mogya bɛtew nnipa ho.+ 13 Ɛno nti, momma yɛnkɔ ne nkyɛn wɔ asoɛe no akyi, na yɛnkɔsoa n’animguase no bi,+ 14 efisɛ yenni kurow a ɛwɔ hɔ daa wɔ ha, na mmom yɛrehwɛ nea ɛreba no kwan denneennen.+ 15 Momma yɛmfa no so mmɔ ayeyi afɔre mma Onyankopɔn daa,+ ɛno ne yɛn anofafa aba*+ a yɛde bɔ ne din kyerɛ nkurɔfo*+ no. 16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfi sɛ mobɛyɛ papa na mo ne nkurɔfo akyɛ nneɛma a mowɔ,+ efisɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani yiye.+

17 Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim no+ na mommrɛ mo ho ase mma wɔn,+ efisɛ wɔn na wɔhwɛ mo* so sɛ nnipa a wobebu ho akontaa;+ ɛno bɛma wɔde anigye ayɛ eyi, na ɛnyɛ ahomegu,* anyɛ saa a ɛrensi mo yiye.

18 Monkɔ so mmɔ mpae mma yɛn, na yegye di sɛ yɛwɔ ahonim* pa, efisɛ yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.+ 19 Nea meresrɛ mo paa ne sɛ, mommɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a wobegyaa me ama mo ntɛm.

20 Afei, asomdwoe Nyankopɔn no, nea ɔnam daa apam no mogya so nyan nguan no hwɛfo kɛse,+ yɛn Awurade Yesu fii awufo mu no, 21 ɔmfa adepa biara a ɛbɛma moayɛ n’apɛde mma mo, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ yɛn mu adwuma mma yɛnyɛ nea ɛsɔ n’ani. Ɔno* na anuonyam nka no daa daa. Amen.

22 Afei anuanom, mesrɛ mo, montɔ mo bo ase ntie nkuranhyɛ nsɛm yi, efisɛ krataa a makyerɛw mo yi yɛ tiaa. 23 Mepɛ sɛ muhu sɛ wɔagyaa yɛn nua Timoteo. Sɛ ɔba ntɛm a, me ne no bɛbom aba mo nkyɛn.

24 Munkyia wɔn a wodi mo anim no nyinaa ne akronkronfo no nyinaa mma me. Wɔn a wɔwɔ Italy+ no kyiakyia mo.

25 Adom nka mo nyinaa.

Anaa “mmere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “mmɔ wɔn mu ase mma no.”

Anaa “trenee.”

Anaa “ɔsom adwuma.”

Anaa “ahoɔdenne.”

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “aba.”

Anaa “yɛpae mu ka ne ho asɛm.”

Kyerɛ sɛ, Yesu.

Anaa “Onyankopɔn.”

Nt., “yensuro.”

Anaa “remfata mma.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “apɔw so.”

Anaa “wɔ baguam.”

Anaa “wɔfom kwan.”

Anaa “otumi tɔ ne bo ase ma wɔn; otumi yɛ wɔn brɛbrɛ.”

Nt., “Nna a Kristo wɔ honam mu no.”

Anaa “mu mfitiasesɛm no.”

Anaa “bere.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “nkyɛkyerɛ.”

Anaa “ɔham.”

Anaa “adehye.”

Anaa “n’agyinatu.”

Anaa “ɔde ntam baa mu.” Nt., “ɔde ntam bɛhyɛɛ mfinimfini.”

Ɛtaa yɛ dade bi a emu yɛ duru a ɛwɔ po so hyɛn mu a nkɔnsɔnkɔnsɔn sa so; wogyaa mu to nsu mu ma hyɛn no gyina faako.

Anaa “ma yɛn nkwa.”

Anaa “tete agya; agya panyin.”

Anaa “nneɛma a onyae wɔ ɔko mu.”

Anaa “taet.”

Nt., “wɔn a wofi Abraham asen mu.”

Anaa “taet.”

Anaa “taet.”

Anaa “taet.”

Anaa “Efisɛ na Lewi yɛ ne nanabarima aseni a wonnya nwoo no.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “ɔrennu ne ho.”

Anaa “Yesu abɛyɛ nea wɔde no adi agyinam ama apam a ɛkyɛn apam baako no.”

Ɛbɛyɛ sɛ nnipa tumidi anaa nnipa aban ho asɛm na ɛreka.

Anaa “nokware ntamadan.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “ɛrenyin.”

Anaa “paanoo a wɔde kyerɛ.”

Kerubim yɛ abɔfo a wɔwɔ tumi paa.

Anaa “baabi a wɔpata ma bɔne.”

Anaa “nea ɔsom ɔsom kronn.”

Anaa “tiboa.”

Nnipa ne nneɛma ho a wɔhohoro sɛnea Mose Mmara no hwehwɛ no.

Nt., “agyede; ogye.”

Anaa “anantwinini.”

Anaa “nantwibere a onnyinii pii.”

Anaa “wɔn honam.”

Anaa “tiboa.”

Nt., “wɔde buee ano.”

Anaa “anantwinini.”

Ɛyɛ afifide bi.

Anaa “nhoma mmobɔwee.”

Anaa “ɔsom adwuma.”

Anaa “ansa na wɔrenyinsɛn awo nnipa (Greek, kosmos),” kyerɛ sɛ, Adam ne Hawa mma.

Anaa “mmere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ebetumi nso akyerɛ, “nnipa rentumi.”

Anaa “tiboa.”

Nt., “nhoma no nhoma mmobɔwee.”

Anaa “ɔsom adwuma.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “ahotoso.”

Nt., “ɔkwan a obuee ano.”

Anaa “wɔde mogya apete.”

Anaa “tiboa.”

Anaa “wɔ baguam.”

Anaa “obiara mma n’ani nku ne yɔnko ho; obiara mma ne yɔnko ho nhia no.”

Anaa “bepusuw; bɛtwetwe.”

Anaa “Aweredi wɔ me.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “Ɛyɛ hu sɛ obi bɛhwe Onyankopɔn teasefo no nsam.”

Nt., “te sɛ nea mowɔ adehwɛbea.”

Anaa “moyɛ wɔn a wɔrefa saa haw no mu no mfɛfo.”

Nt., “ahotoso a mode kasa.”

Anaa “me kra ani.”

Anaa “yɛn kra.”

Anaa “adanse a edi mu.”

Anaa “yɛn nananom.”

Anaa “mmere yi mu.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “na ɔbɛyɛɛ trenee a ɛnam gyidi so ho ɔdedifo.”

Anaa “wɔne no nyinaa benya bɔhyɛ koro no ara.”

Nt., “aba.”

Anaa “sɛ onni huammɔ.”

Anaa “wɔwoo.”

Anaa “wɔkae wɔ baguam.”

Anaa “w’aba.”

Anaa “ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wonsie no.”

Greek, “Kristo.”

Nt., “mfa ne nsa nka wɔn mmakan.”

Kyerɛ sɛ, nkurɔfo a wɔsoma wɔn kodɛɛ ma wɔkɔhwɛ sɛnea baabi te na wɔbɛka.

Anaa “paee wɔn mu abien abien.”

Anaa “wɔnsɛ wiase.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “mo kra ampa abaw.”

Anaa “mma wonhwiee mo mogya ngui.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “ɔtwe n’aso.”

Anaa “ɛtete mo.”

Nt., “yɛn honam fam agyanom.”

Anaa “ɛyɛ awerɛhow.”

Anaa “kronkronyɛ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Aguamammɔ.”

Kyerɛ sɛ, ɔbɛma ne papa asesa n’adwene.

Nt., “wannya hokwan no.”

Anaa “biribi.”

Anaa “moampɛ biribi anyi mo ano ankyerɛ; moampo.”

Anaa “ahɔho a mobɛyɛ wɔn papa.”

Nt., “wɔn a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn; wɔn a wɔakyekyere wɔn.”

Ebetumi nso akyerɛ, “te sɛ nea mo ne wɔn na ɛrehu amane.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Aguamammɔ.”

Hwɛ Nkh. A5.

Kyerɛ sɛ, aduan ho mmara bebree.

Nt., “nni tumi biara.”

Kyerɛ sɛ, yɛn anom asɛm.

Anaa “wɔ baguam.”

Anaa “mo kra.”

Anaa “ahometew.”

Anaa “tiboa.”

Anaa “Onyankopɔn.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena