Kanyan Tra Ase Daa Nhoma no ho Anigye
1 Sɛ yɛkɔ nkurɔfo afie mu a, yɛtaa hu sɛ “ɔbra yi mu dadwen” agye wɔn adwene. (Marko 4:19) Yehyia asɛnnennen a ɛne sɛ yɛbɛka asɛm a ɛka adwene de akanyan wɔn anigye. Mfiase no, ebia nnipa dodow no ara bɛkyerɛ nea yɛwɔ ka no ho anigye kakraa bi. Sɛ yebetumi aka biribi a ɛbɛka wɔn asetra a, ebia yebetumi akanyan Ahenni asɛm no ho anigye bi. Nea ɛbɛma yɛatumi afi nkɔmmɔbɔ ase ne sɛ yɛbɛpaw nkɔmmɔbɔ nsɛm a ɛbɛkanyan anigye afi Tra Ase Daa nhoma no mu. Dɛn na wubetumi aka?
2 Wubetumi afa ɔkwan yi so:
◼ “Sɛ wowɔ tumi a, anka yɛn bere yi mu ɔhaw a emu yɛ den bɛn na wubedi ho dwuma? [Twɛn ma ommua, na sɛ ɛfata a, pene so sɛ nnipa pii te nka saa ara.] Ɛde besi nnɛ no, ɛte sɛ nea yɛn bere yi so ɔhaw pii a emu yɛ den no ano aduru kakraa bi na wiase akannifo atumi anya. Nanso Obi wɔ hɔ a obetumi de ɔhaw ahorow a adesamma hyia no nyinaa aba awiei, na ɔbɛyɛ saa nso. Mesrɛ wo hyɛ nea wɔka wɔ Dwom 145:16 no nsow. [Kenkan kyerɛwsɛm no, na twe adwene si nkratafa 11-13 hɔnom mfonini ahorow no so.] Nkyekyem 14 a ɛwɔ kratafa 14 no bisa asɛm a yɛasusuw ho seesei ara no, na ɛtoa so bisa sɛ: ‘Nanso bere bɛn na eyi bɛba?’” Kyerɛkyerɛ mu sɛ nhoma no bebua saa asemmisa no, na fa nhoma no ma fa wie.
3 Anaasɛ wubetumi aka biribi te sɛ eyi:
◼ “Ebia wunim sɛnea obi te nka bere a wahwere ɔdɔfo bi wɔ owu mu. Ebia ɛmaa wo werɛ howee na w’abam bui kɛse. Ebia wudwen nsemmisa yi ho: [Kenkan kratafa 76 nkyekyem 1 hɔnom nsemmisa no.] So ɛrenyɛ awerɛkyekye sɛ wubenya nsemmisa yi ho mmuae? Ebetumi ahyɛ wo nkuran ma woahu sɛ Bible no wɔ anidaso a ɛbɛbam ma wɔn a wɔawuwu no. [Kenkan Yohane 5:28, 29.] Nhoma yi boa yɛn ma yɛte tebea a awufo wom ne daakye ho anidaso a ɛwɔ hɔ no ase.” Twe adwene si atiri 8 ne 20 so tiawa. Ma ofiewura no nnya hokwan nhwɛ nhoma no na hyɛ no nkuran sɛ onnye.
4 Ɛda adi kɛse sɛ wubetumi anya hokwan ahorow a wode bedi bɔnnɔ so adanse. Sɛ wunya bi a, wubetumi de w’ankasa nsɛm aka biribi te sɛ eyi:
◼ “Ɔhaw ahorow ahyɛ wiase yi mu ma nnansa yi, na akyinnye nni ho sɛ wuhyia bi. Awerɛhosɛm ne sɛ ɛte sɛ nea wɔn a wɔn ho nni asɛm mmom no na wohu amane kɛse. Wususuw sɛ Onyankopɔn bɛma amanehunu nyinaa aba awiei da bi? [Twɛn ma ommua.] Ma menkyerɛ wo nea Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama wɔn a wɔsom no. [Kenkan Dwom 37:40 na afei bue Tra Ase Daa nhoma no kratafa 99.] Nhoma yi kyerɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan ne sɛnea ɔde bɛba awie no mu.”
5 Sɛ woyɛ ɔdawurubɔfo kumaa a, wubetumi de asɛm a egyina nkratafa 156-8 hɔnom mfonini ahorow no so adi dwuma. Wubetumi abisa eyi de afi ase:
◼ “So wobɛpɛ sɛ wotra wiase a ɛte sɛ eyi mu? [Twɛn ma ommua.] Mfonini fɛfɛ yi mu biara gyina bɔhyɛ bi a wɔaka ho asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible mu no so. [Twe adwene si ɛho Kyerɛwnsɛm so.] Nhoma yi betumi aboa wo ma woasua bɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛma asase mũ no nyinaa adan paradise no ho ade pii. Ekura nkwagye nsɛm, na wubenya bere a wode bɛkenkan no so mfaso.”—Yoh. 17:3.