Ma W’ani Nnye Adanse a Wubedi no Fefeefe Ho
1 Yɛn nyinaa ani gye ho sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a yɛyɛ no yiye. Marko 7:37 ka sɛ nkurɔfo akuwakuw no kaa Yesu ho asɛm sɛ: “Wayɛ ade nyinaa yiye.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu ani gyee Yehowa apɛdeyɛ ho! (Fa toto Dwom 40:8 ho.) Sɛ yesusuw nyansahyɛ ahorow a edidi so yi ho a, ɛda adi sɛ yɛn nso yebenya anigye bere a yetie Yesu ahyɛde a ese “yɛnka asɛm nkyerɛ ɔman no, na yenni adanse fefeefe” no. (Aso. 10:42, NW) Wɔ January mu no, yɛde nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1985 reba a ebia asafo no wɔ bi anaa Tra Ase Daa nhoma no na ɛbɛma. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de saa nhoma ahorow yi adi adanse fefeefe?
2 Esiane sɛ akwahosan ho nsɛm taa haw nkurɔfo nti, wubetumi aka eyi:
◼ “Ɛmfa ho nkɔso pii a wɔanya wɔ nnuruyɛ mu no, amanehunu pii wɔ hɔ esiane yare nti. Wususuw sɛ dɛn nti na ɛte saa? [Twɛn ma ommua.] Yesu Kristo kae sɛ ɔyaredɔm bɛba wɔ nna a edi akyiri yi mu. (Luka 21:11) Nanso Bible ka bere a yare nni hɔ bio nso ho asɛm. [Kenkan Yesaia 33:24.] Hwɛ sɛnea saa nhoma ketewa yi ma yenya saa Bible nkyerɛkyerɛ titiriw no mu anidaso.” Ka nhoma a wode rema no mu nsɛm a ɛfata ho asɛm, na fa ma. Kyerɛkyerɛ mu sɛ yɛbɛsan aba abɛtoa nkɔmmɔbɔ no so.
3 Sɛ woredi bɔnnɔ so adanse wɔ baabi a ɛbɛn gua so a, wubetumi akyia na afei woabisa sɛ:
◼ “So wuhu sɛ nneɛma bo reyɛ den kɛse nnansa yi ma enti ɛyɛ den sɛ wubetumi adi w’ahiade ahorow ho dwuma? [Twɛn ma ommua.] So wususuw sɛ bere bi bɛba a nnipa benya sikasɛm mu ahobammɔ ankasa?” Twɛn ma ommua. Afei fa kyerɛwsɛm bi a wɔafa mu asɛm aka wɔ nhoma a wode rema no mu a ɛfata di dwuma. Toa so sɛ: “Saa nhoma yi kyerɛ sɛnea Onyankopɔn nam N’ahenni so bedi ɔhaw ahorow a ɛma asetra yɛ den nnɛ no ho dwuma.” Fa nhoma no ma no anigye so. Wubetumi aka sɛnea w’ani agye nkɔmmɔbɔ no ho, na afei bisa sɛ: “So ɔkwan bi wɔ hɔ a yebetumi afa so atoa saa nkɔmmɔbɔ yi so bere foforo?” Saa kwan yi so no, wo nsa betumi aka onipa no telefon nɔma anaa ne fie address ne agyiraehyɛde bi a wubetumi de ahu ne fie.
4 Wubetumi anya hokwan asɔ wiase asomdwoe ho asɛm a wɔka kyerɛ yi ahwɛ bere a wode “Tra Ase Daa” nhoma no redi dwuma no:
◼ “Wususuw sɛ dɛn nti na ɛyɛ den sɛ yebenya wiase asomdwoe? [Twɛn ma ommua, na afei fa mfonini a ɛwɔ nkratafa 20-21 no kyerɛ no.] Eyi yɛ Bible mu asɛm bi a wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm no ho mfonini. [Kenkan Adiyisɛm 12:7-9, 12 fi nkyekyem 17 no mu tẽẽ. Afei kenkan nsɛm a ɛwɔ mfonini no ase no.] Asomdwoe a enni wiase no yɛ Ɔbonsam a wɔatow no akyene asase so no ho nsɛnkyerɛnne no mu biako. Saa nhoma yi ma nsɛmmisa pii a ɛho hia ho mmuae, na ɛyɛ me anigye sɛ mede bɛma wo.”—Sɛ wopɛ sɛ wunya akwan foforo a etu mpɔn a wobɛfa so de Tra Ase Daa nhoma no ama a, hwɛ September 1995, February 1995, September 1994, ne September 1992 Yɛn Ahenni Som no akyi.
5 Sɛ woresan akɔhwɛ wɔn a wɔkyerɛ anigye no a, wubetumi abɔ mmɔden afa saa kwan yi so afi Bible adesua ase:
◼ “Nnaano a yɛkasae no, wokaa asɛm bi a na ɛyɛ anigye paa. [Ka asɛm ko a onipa no kae no.] Masusuw ho ara, na mepɛ sɛ meka nea mihui wɔ asɛm no ho nhwehwɛmu bi a meyɛe ho no kyerɛ wo. [Ɛne no nka kyerɛwsɛm bi a ɛfata ho asɛm.] Yɛne afoforo yɛ adesua a wontua hwee, na ama nnipa ɔpepem pii ahwehwɛ Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw mu wɔ bere tiaa mu. Nhwehwɛmu a ɛte saa betumi ama ahotoso a wowɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu no mu ayɛ den.” Si nsɛmmisa bi a mubenya ho mmuae so dua. Sɛ onipa no ampene Bible adesua ho nhyehyɛe so a, kyerɛkyerɛ mu sɛ yɛwɔ adesua soronko bi a yɛde bere tiaa yɛ a egye adapɛn 16 a yɛyɛ no simma 15 dapɛn biara. Fa Ahwehwɛde nhomawa no kyerɛ no, dan kɔ adesua 1 no so, na bisa no sɛ ɔbɛpɛ sɛ woyɛ adesua a edi kan no kyerɛ no anaa.
6 Kae sɛ Wobɛdan Adesuafo Adwene Aba Yehowa Ahyehyɛde no So: Ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛde Yehowa Adansefo—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde wɔ Wiase Nyinaa nhomawa no mu nsɛm bedi dwuma de adan anigyefo adwene aba Yehowa ahyehyɛde no so. Sɛ osuani no hu ahyehyɛde no na onya ho anisɔ na ohu hia a ehia sɛ ɔba mu a, obenya nkɔso ntɛmntɛm. Sɛ wunya hyehyɛ adesua bi pɛ a, kɔ so to nsa frɛ osuani no bra asafo nhyiam ase. Kyerɛkyerɛ sɛnea wɔyɛ no no mu kyerɛ no. Ka anisɔ kɛse a w’ankasa wɔ ma Yehowa ahyehyɛde no ho asɛm kyerɛ no. (Mat. 24:45-47) Ka mo asafo no ne nneɛma a musua wɔ asafo nhyiam ahorow ase no ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛfata so.
7 Ma wo ho nkokwaw wɔ w’adwumayɛ mu, na wubenya emu anigye. Ma w’ani mmra adanse fefeefe a wubedi no so, na ma w’ani nnye ɔsom adwuma no afã horow nyinaa a wobɛyɛ no yiye no ho.—1 Tim. 4:16.