Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban May 15
“Yɛte basabasayɛ ho nsɛm da biara. So wususuw sɛ tebea a ɛte saa aba pɛn? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nea Bible ka no nsow. [Kenkan Mateo 24:37.] Ná Noa nna no mufo nye ara ma Onyankopɔn sɛee wɔn nyinaa ma ɛkaa Noa ne n’abusua nkutoo. Nsɛmma nhoma yi kyerɛ nea nsɛm a esisii no kyerɛ ma yɛn nnɛ.”
Nyan! June 8
“Ɛnnɛ, yare a nkoekoemmoa de ba ka nneɛma pii a ɛde yɛn akwahosan to asiane mu no ho. So wunim sɛ akwan bi wɔ hɔ a yebetumi afa so abɔ yɛn ho ban? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ka akwan yi, ne afei Bible bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ yare befi hɔ no ho asɛm.” Kenkan Yesaia 33:24 fa wie.
Ɔwɛn-Aban June 1
“Sika a afoforo yi de boa adɔe kuw a wɔmfa nni dwuma ɔkwampa so no ama afoforo resusuw ho sɛ ebia nyansa wom sɛ wobeyi ntoboa de aboa adɔe kuw anaa. Nanso nnipa pii wɔ hɔ a wohia mmoa. Dɛn na wususuw sɛ yebetumi ayɛ wɔ ho? [Twɛn ma ommua. Na afei kenkan Hebrifo 13:16.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ ɔma a ɛsɔ Onyankopɔn ani mu.”
Nyan! June 8
“Ɛte sɛ nea nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ mmu abrabɔ pa ne suban pa sɛnea na ɛte kan no. So woahu sɛ ɛte saa? [Twɛn ma ommua.] Nea yebetumi ahyɛ no nsow no, Bible kaa eyi ho asɛm too hɔ. [Kenkan 2 Timoteo 3:1-5.] Nyan! yi susuw nea enti a nnipa suban resakra ne nea tebea no bɛyɛ daakye ho.”