1 Samuel
17 Na Filistifoɔ+ boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔrekɔ ɛko. Wɔboaboaa wɔn ano wɔ Soko+ a ɛyɛ Yuda asase no so, na wɔkyeree nsraban wɔ Soko ne Aseka+ ntam wɔ Efes-Damim.+ 2 Na Saul ne Israel mmarima nso boaa wɔn ho ano kɔkyeree nsraban wɔ Ela+ asasetamaa no so, na wɔtwaa ɛko mpasua sɛ wɔrekɔhyia Filistifoɔ no. 3 Ná Filistifoɔ no gyinagyina bepɔ so wɔ fã ha, na Israelfoɔ no nso gyinagyina bepɔ so wɔ fã nohoa, na subɔn da wɔn ntam.
4 Na katakyie bi firi Filistifoɔ nsraban mu baeɛ; ne din de Goliat,+ a ɔfiri Gat,+ na ne tenten yɛ basafa nsia ne nsateakwaa nkron.+ 5 Ná ɔde kɔbere kyɛ ahyɛ ne ti, na ɔhyɛ akotadeɛ abono-abono, na n’akotadeɛ+ mu kɔbere mu duro yɛ nnwetɛbena mpemnum. 6 Kɔbere nkataho kata ne nan ho, na kɔbere pɛmɛ+ wɔ ne mmatiri so. 7 Ne pea dua te sɛ ntomanwemfoɔ nsadua,+ na ne pea ti dadeɛ mu duro yɛ nnwetɛbena ahansia; ná obi kura ɛkyɛm kɛseɛ di n’anim. 8 Na ɔbɛgyinaa hɔ teaam frɛɛ Israel, wɔn mpasua so,+ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na moafiri adi abɛtwa mpasua sɛ morebɛko? Menyɛ Filistini, na mo nso monyɛ Saul nkoa?+ Monyi ɔbarima baako na momma no nsiane mmɛhyia me. 9 Sɛ ɔtumi ne me ko na ɔku me a, yɛbɛyɛ mo nkoa. Na sɛ nso metumi no na meku no a, mo nso mobɛyɛ yɛn nkoa na moasom yɛn.”+ 10 Na Filistini no toaa so sɛ: “Ɛnnɛ metwa Israel mpasua mpoa.+ Momma me ɔbarima na me ne no nko!”+
11 Berɛ a Saul+ ne Israel nyinaa tee Filistini no nsɛm no, ehu kɛseɛ kaa wɔn, na wɔsuroo paa.+
12 Dawid yɛ Efratani+ bi a ɔfiri Yuda kuro Betlehem mu a ne din de Yese no ba. Ná ɔwɔ mma mmarima nwɔtwe.+ Saul nna no mu no, na ɔbarima no abɔ akora dada. 13 Na Yese mma mmarima mmiɛnsa a wɔyɛ mpanimfoɔ paa no kɔeɛ. Wɔdii Saul akyi kɔɔ ɛko;+ ne mma mmarima mmiɛnsa a wɔkɔɔ ɛko no din ne Eliab+ a ɔyɛ abakan, Abinadab+ a ɔtɔ so mmienu, ne Samma+ a ɔtɔ so mmiɛnsa. 14 Dawid ne kumaa koraa,+ na mpanimfoɔ mmiɛnsa no dii Saul akyi.
15 Ná Dawid firi Saul nkyɛn san kɔhwɛ ne papa nnwan+ wɔ Betlehem. 16 Ná Filistini no bɛgyina ne gyinaberɛ anɔpatutuutu ne anwummerɛ biara; ɔyɛɛ saa adaduanan.
17 Ɛnna Yese ka kyerɛɛ ne ba Dawid sɛ: “Fa nkyeweɛ+ efa baako ne paanoo du yi, na ka wo ho fa kɔma wo nuanom wɔ nsraban no mu. 18 Na fa nufosuo a akyenkyene du yi kɔma apem so panin no;+ afei nso hwɛ sɛdeɛ wo nuanom no ho teɛ,+ na fa nkra bi firi wɔn hɔ bra.” 19 Saa berɛ yi nyinaa na Saul ne wɔn ne Israel mmarima a aka no nyinaa wɔ Ela asasetamaa+ no so ne Filistifoɔ+ no rekɔko.
20 Enti Dawid sɔree anɔpahema de nnwan no hyɛɛ nhwɛsofoɔ nsa na ɔfaa nneɛma no kɔeɛ sɛdeɛ Yese hyɛɛ no no.+ Berɛ a ɔduruu nsraban no ano+ no, na asraafoɔdɔm no rekɔ mpasua+ so, na wɔmaa ɛko nteamu so. 21 Na Israelfoɔ ne Filistifoɔ no baa mpasua no ano, dɔm ani kyerɛ dɔm. 22 Ɛhɔ ara na Dawid gyaa nneɛma a ɛkura no+ no hyɛɛ deɛ ɔhwɛ nneɛma+ soɔ no nsa, na ɔtuu mmirika kɔɔ mpasua no ano. Ɔkɔeɛ no, ɔbisaa sɛdeɛ ne nuanom no ho teɛ.+
23 Berɛ a ɔne wɔn rekasa no, hwɛ, Filistifoɔ no katakyie a ne din de Goliat+ a ɔfiri Gat+ no firii Filistifoɔ mpasua no so baeɛ, na ɔbɛkekaa nsɛm a daa ɔka no,+ na Dawid nso teeɛ. 24 Israel mmarima no deɛ, berɛ a wɔhunuu ɔbarima no, ne nti wɔn nyinaa dwaneeɛ, ɛfiri sɛ na wɔsuro yie.+ 25 Na Israel mmarima no kekaa sɛ: “Moahunu ɔbarima a ɔreforo aba yi? Israel mpoatwa+ nti na ɔreforo aba. Obiara a ɔbɛtumi aku no no, ɔhene bɛma no ahonyadeɛ pii na ɔde ne babaa nso ama no,+ na ɔbɛma ne papa fie ade ne ho wɔ Israel.”+
26 Na Dawid bisaa mmarima a wɔgyina ne nkyɛn no sɛ: “Ɛdeɛn na wɔbɛyɛ ama ɔbarima a ɔbɛku saa Filistini+ yi na wayi ahohorabɔ afiri Israel soɔ+ no? Hwan koraa ne Filistini momonotoni+ yi a ɔretwa Onyankopɔn teasefoɔ+ no mpasua mpoa+ yi?” 27 Na nkurɔfoɔ no kaa asɛm dada no ara kyerɛɛ no sɛ: “Sei na wɔbɛyɛ ama ɔbarima a ɔbɛku no no.” 28 Na ne nua panin Eliab+ tee sɛ ɔne mmarima no rekasa, na Eliab bo fuu Dawid dendeenden+ na ɔkaa sɛ: “Wobaa ha bɛyɛɛ dɛn? Na hwan na wode nnwan kakra no gyaa no ɛserɛ so hɔ?+ Menim sɛ woyɛ ahantan, na bɔne wɔ w’akomam,+ ɛfiri sɛ wobaa ha sɛ worebɛhwɛ ɛko no bi.”+ 29 Na Dawid kaa sɛ: “Mayɛ dɛn? Ɛnyɛ asɛm kwa na mebisaeɛ?”+ 30 Ɛnna ɔdanee ne ho firii ne nkyɛn, na ɔde n’ani kyerɛɛ onipa foforɔ bisaa no asɛm korɔ no ara a ɔbisaeɛ no,+ na obiara de asɛm dada no ara na ɛmaa no mmuaeɛ.+
31 Wɔtee nsɛm a Dawid kaeɛ no, na wɔde kɔtoo Saul anim. Enti ɔmaa no baeɛ. 32 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Mma ɔbarima biara akoma nntu.+ W’akoa bɛkɔ ne Filistini yi akɔko.”+ 33 Na Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Worentumi ne Filistini no nkɔko,+ ɛfiri sɛ woyɛ aberantewaa,+ na ɔno deɛ, ɔyɛ ɔbarima kofoni firi ne mmɔfraase.” 34 Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Ná w’akoa rehwɛ ne papa nnwan, na gyata+ bɛkyeree adwammaa firii nnwankuo no mu, na sisire nso bɛkyeree bi. 35 Na metĩĩ no kɔbɔɔ+ no, na meyii no firii n’anom. Berɛ a ɔsɔre baa me soɔ no, mesɔɔ n’abɔdwe bɔɔ no hwee hɔ kum no. 36 W’akoa akum gyata ne sisire nyinaa, na Filistini momonotoni+ yi bɛyɛ sɛ wɔn mu baako ɛfiri sɛ wasopa+ Onyankopɔn teasefoɔ+ no mpasua.”+ 37 Na Dawid ka kaa ho sɛ: “Yehowa a ɔgyee me firii gyata ne sisire nsam no, ɔno na ɔbɛgye me afiri Filistini yi nsam.”+ Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Kɔ. Yehowa nni w’akyi.”+
38 Afei Saul de ne ntadeɛ hyehyɛɛ Dawid, na ɔde kɔbere kyɛ hyɛɛ ne ti, na ɔde akotadeɛ nso hyɛɛ no. 39 Na Dawid de ne nkrantɛ bɔɔ n’atadeɛ no so, na ɔyɛɛ sɛ ɔrekɔ, nanso wantumi, ɛfiri sɛ na ɔnsɔ nhwɛɛ da. Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Merentumi mfa yeinom nkɔ, ɛfiri sɛ mensɔ nhwɛɛ da.” Enti Dawid yiyi firii ne ho.+ 40 Na ɔfaa ne poma kuraa ne nsam na ɔyii mmoseaa nnum a ɛho yɛ tonomtonom firii subɔn no mu de guu ne nnwanhwɛfoɔ kotokuo a ɔde ayɛ akobɔtɔ no mu, na ɔkuraa n’ataaboɔ+ ne nsam, na ɔtwe bɛn Filistini no nkakrankakra.
41 Filistini no nso baa n’anim, na ɔtwe bɛn Dawid nkakrankakra; ná ɔbarima a ɔsõ kyɛm kɛseɛ no di n’anim. 42 Berɛ a Filistini no maa n’ani soɔ a ɔhunuu Dawid no, ɔbuu no animtia,+ ɛfiri sɛ na ɔyɛ aberantewaa+ a ɔbere+ na ne ho nso yɛ fɛ.+ 43 Enti Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Meyɛ kraman+ na wode poma aba me so?” Na Filistini no frɛɛ n’anyame+ domee Dawid. 44 Afei Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wo deɛ bra m’anim, na mede wo nam bɛma wiem nnomaa ne wuram mmoa.”+
45 Ɛnna Dawid nso ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: “Wode nkrantɛ ne pea ne pɛmɛ+ na ɛreba me soɔ, na me deɛ, mede asafo Yehowa,+ Israel mpasua no Nyankopɔn a woasopa+ no no din na ɛreba wo soɔ. 46 Ɛnnɛ da yi, Yehowa de wo bɛhyɛ me nsa,+ na mɛku wo na matwa wo tiri afiri so, na mede Filistifoɔ dɔm no afunu bɛma wiem nnomaa ne asase so mmoa+ nnɛ, na asase so aman nyinaa ahunu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel.+ 47 Na badwa yi nyinaa bɛhunu sɛ ɛnyɛ nkrantɛ ne pea na Yehowa de gye nkwa,+ ɛfiri sɛ ɛko no yɛ Yehowa dea,+ na ɔde mo bɛhyɛ yɛn nsa.”+
48 Ɛnna Filistini no yɛɛ sɛ ɔreba abɛhyia Dawid, na Dawid yɛɛ ntɛm tuu mmirika kɔɔ mpasua no so kɔhyiaa Filistini no.+ 49 Na Dawid tenee ne nsa hyɛɛ ne kotokuo no mu yii boɔ wɔ mu, na ɔde hyɛɛ ataaboɔ no mu to bɔɔ+ Filistini no moma so, na ɛboɔ no wuraa ne tirim, na ɔhwee ase maa n’anim butuu fam.+ 50 Enti Dawid de ataaboɔ ne ɛboɔ dii Filistini no so nkonim, na ɔbɔɔ Filistini no hwee hɔ kum no; ná Dawid nkura nkrantɛ ne nsam.+ 51 Na Dawid tutuu mmirika kɔgyinaa Filistini no so, na ɔsɔɔ ne nkrantɛ+ mu twe firii ne bɔha mu de twaa ne tiri firii so kum no.+ Berɛ a Filistifoɔ no hunuu sɛ wɔn brane no awuo no, wɔdwaneeɛ.+
52 Ɛnna Israel ne Yuda mmarima sɔre bɔɔ ose na wɔtaa+ Filistifoɔ no kɔduruu bɔn+ no mu ne Ekron+ kuro pono ano nohoa, na Filistifoɔ apirafoɔ no totɔɔ kwan so firi Saaraim+ kɔduruu Gat ne Ekron nohoa. 53 Afei Israelfoɔ no san firii Filistifoɔ no a wɔtaa wɔn so dendeenden no akyi, na wɔbɛfom+ wɔn nsraban no mu nneɛma.
54 Ɛnna Dawid faa Filistini no ti,+ na ɔde baa Yerusalem, na n’akodeɛ no nso, ɔde guu ne ntomadan mu.+
55 Berɛ a Saul hunuu sɛ Dawid refiri adi akɔhyia Filistini no, ɔbisaa ɔsahene Abner+ sɛ: “Abner, hwan+ ba ne aberantewaa yi?”+ Na Abner kaa sɛ: “O ɔhene, sɛ́ wo kra te aseɛ yi, mennim!” 56 Enti ɔhene kaa sɛ: “Kɔbisa deɛ ne ba ne aberantewaa yi.” 57 Enti berɛ a Dawid kɔkum Filistini no wieeɛ a ɔresan aba no, Abner faa no de no baa Saul anim, na na Filistini no ti+ kura ne nsam. 58 Afei Saul bisaa no sɛ: “Aberanteɛ, hwan ba ne wo?” na Dawid buaa sɛ: “W’akoa Yese,+ Betlehemni+ no, ba ne me.”