Atemmufoɔ
19 Berɛ a na ɔhene biara nni Israel no,+ na Lewini bi te Efraim+ bepɔ so akyirikyiri baabi. Berɛ bi akyi no ɔfaa ɔyefam+ bi firii Betlehem+ wɔ Yuda. 2 Nanso ne yefam no anni no nokorɛ na ɔfirii aseɛ bɔɔ adwaman.+ Afei ababaa no tu firii ne nkyɛn kɔtenaa ne papa fie wɔ Betlehem a ɛwɔ Yuda, na ɔdii hɔ abosome nnan. 3 Na ne kunu no tĩĩ no sɛ ɔne no rekɔka no bɔkɔɔ na wasan de no aba. Ná ne somfoɔ+ ne mfunumu mmienu ka ne ho, na ababaa no de no kɔɔ ne papa fie. Berɛ a ababaa no papa hunuu aberanteɛ no, ɔde anigyeɛ hyiaa no. 4 Na n’ase a ɛyɛ ababaa no papa no gyee no kaa ne nkyɛn nnansa, na wɔdidi nomeeɛ, na ɔdaa hɔ.+
5 Afei da a ɛtɔ so nnan no, wɔsɔree anɔpatutuutu, sɛdeɛ wɔyɛ daa no, na ɔsiesiee ne ho sɛ ɔrekɔ, nanso ababaa no papa ka kyerɛɛ n’ase no sɛ: “Fa biribi kakra ka w’ano+ ansa na moakɔ.” 6 Enti wɔtenaa ase, na wɔn mmienu didi nomeeɛ. Afei ababaa no papa ka kyerɛɛ aberanteɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, da ma adeɛ nkye+ na dwodwo wo ho.”+ 7 Berɛ a aberanteɛ no sɔree sɛ ɔrekɔ no, n’ase no paa no kyɛw maa no san daeɛ.+
8 Da a ɛtɔ so nnum a ɔsɔree anɔpahema sɛ ɔrekɔ no, ababaa no papa san kaa sɛ: “Mesrɛ wo, pɛ biribi dwodwo wo ho.”+ Enti wɔtenatenaa hɔ ara maa nwunu dwoeɛ, na wɔn mmienu didiiɛ. 9 Afei aberanteɛ+ no sɔree sɛ ɔne ne yefam+ ne ne somfoɔ+ no rekɔ. Nanso n’ase a ɛyɛ ababaa no papa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, enwunu adwo na adeɛ reyɛ asa, enti mesrɛ wo, monna.+ Awia akɔtɔ enti da na dwodwo wo ho+ na ɔkyena moasɔre anɔpahema asim akɔ mo ntomadan mu.” 10 Nanso aberanteɛ no ampene sɛ ɔbɛda, enti ɔsiim kɔ kɔduruu Yebusi+ anaa Yerusalem+ ntentensoɔ, ɔne ne mfunumu mmienu a wahyehyɛ wɔn ne ne yefam ne ne somfoɔ no.
11 Berɛ a wɔbɛn Yebusi no, na adeɛ asa ara ne sa,+ na ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ ne wura sɛ: “Ma yɛmmane nkɔ Yebusifoɔ+ kuro yi mu nkɔda hɔ.” 12 Nanso ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛrenkɔ ananafoɔ+ a wɔnyɛ Israelfoɔ kurom. Ma yɛntwam nkɔ Gibea.”+ 13 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: “Ma yɛmmɛn nkuro yi baako na yɛnkɔda Gibea anaa Rama.+” 14 Enti wɔtoaa so kɔeɛ, na berɛ a wɔbɛn Benyaminfoɔ kuro Gibea no, na awia rekɔtɔ.
15 Enti wɔmanee sɛ wɔrekɔda Gibea. Na wɔkɔtenaa kuro no abɔnten, nanso wɔannya obiara ammɛfa wɔn ankɔ ne fie sɛ wɔnkɔda hɔ anadwo no.+ 16 Akyire yi, akɔkoraa bi a ɔfiri afuo mu reba anwummerɛ+ no bɛpuee hɔ. Ná ɔfiri Efraim+ bepɔ so na wabɛsoɛ Gibea kakra, nanso kurom hɔfoɔ deɛ, na wɔyɛ Benyaminfoɔ.+ 17 Berɛ a ɔmaa n’ani soɔ no, ɔhunuu aberanteɛ kwantuni no sɛ ɔte kuro no abɔnten soɔ. Na akɔkoraa no bisaa sɛ: “Wofiri he, na ɛhe na worekorɔ?”+ 18 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda, na yɛrekɔ Efraim+ bepɔ so nohoa. Ɛhɔ na mefire, na mebɛtwaam kɔɔ Betlehem a ɛwɔ Yuda no;+ afei na merebɛsene akɔ me fie, nanso mennya obiara mfa me nkɔ ne fie.+ 19 Mewɔ aduane+ a me mfunumu no bɛdie, na me ne w’afenaa+ ne ɔsomfoɔ+ a ɔka w’akoa ho yi nso wɔ aduane+ a yɛbɛdie ne nsã a yɛbɛnom. Biribiara nhia yɛn.” 20 Ɛnna akɔkoraa no kaa sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo!+ Afei sɛ wohia biribi a, bisa me,+ na abɔnten so ha deɛ, nna ha.” 21 Ɛnna ɔde no kɔɔ ne fie+ na ɔmaa mfunumu no aduane.+ Afei wɔhohoroo wɔn nan ase+ na wɔfirii aseɛ didiiɛ na wɔnomeeɛ.
22 Wɔgu so redwodwo wɔn ho no,+ kurom hɔ mmarima ahuhufoɔ+ bi bɛtwaa fie no ho hyiaeɛ,+ na wɔpiapiaa wɔn ho wɔ pono no ano; na wɔka kyerɛɛ fiewura akɔkoraa no sɛ: “Yi ɔbarima a ɔbaa wo fie ha no bra na yɛne no nna.”+ 23 Nanso efiewura no pue ne wɔn kɔkasaa+ sɛ: “Me nuanom,+ mesrɛ mo, monnyɛ bɔne a ɛte saa, ɛfiri sɛ ɔbarima no abɛsoɛ me. Monnyɛ aniwudeɛ a ɛte saa.+ 24 Me babaa a ɔyɛ ɔbaabunu nie, na ɔbarima yi nso yefam nie. Momma memfa wɔn mmrɛ mo na mo ne wɔn nna+ na monyɛ wɔn deɛ mopɛ. Na ɔbarima yi deɛ, mommfa aniwudeɛ ne nkwaseadeɛ a ɛte saa nnyɛ no.”
25 Nanso mmarima no antie no. Enti ɔbarima no de ne yefam+ no kɔmaa wɔn wɔ abɔnten hɔ na wɔne no daeɛ,+ na wɔyɛɛ no basabasa+ anadwo mũ no nyinaa maa adeɛ kyeeɛ. Na animu reteteɛ no, wɔgyaa no maa no kɔeɛ. 26 Na animu baee kakra no, ɔbaa no baeɛ, na ɔbɛhwee ɔbarima no fie kwan ano, baabi a ne wura wɔ no,+ na ɔdaa hɔ kɔsii sɛ animu teteeɛ. 27 Akyire yi ne kunu sɔree anɔpa kɔbuee pono no sɛ ɔrepue akɔ. Afei ɔnkɔhwɛ a, ne yefam+ no na ɔda fie no aboboano a ne nsa gu pono no ano yi! 28 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre ma yɛnkɔ,” nanso kranaa.+ Na ɔbarima no faa no too afunumu so kɔɔ ne kurom.+
29 Afei ɔduruu fie no, ɔfaa sekan twitwaa ne yere no mu asinasini dumienu,+ n’apɔ so n’apɔ so, na ɔde kɔɔ Israel nsase nyinaa so.+ 30 Na obiara a ɔhunuiɛ no kaa sɛ: “Ɛfiri berɛ a Israelfoɔ firi Egypt baeɛ yi, biribi a ɛte sei nsii da na yɛnhunuu bi saa da. Monnwene ho, momfa ho adwene+ na monka ho biribi.”