Numeri
32 Ná Rubenfoɔ+ ne Gadfoɔ+ wɔ nyɛmmoa bebree paa, na wɔhuu sɛ Yaser+ asaase ne Gilead asaase yɛ baabi pa a wɔbɛtumi ayɛn mmoa. 2 Enti Gadfoɔ ne Rubenfoɔ no baa Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar ne asafo no mu mpanimfoɔ no nkyɛn, na wɔbɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: 3 “Atarot ne Dibon ne Yaser ne Nimra ne Hesbon+ ne Eleale ne Sebam ne Nebo+ ne Beon,+ 4 asaase a Yehowa adi so nkonim wɔ Israel asafo no anim+ no yɛ asaase pa a yɛbɛtumi ayɛn mmoa wɔ so, na wo nkoa nso nyɛmmoa dɔɔso paa.”+ 5 Wɔtoaa so kaa sɛ: “Sɛ wobɛpene so a, fa asaase yi ma wo nkoa sɛ yɛn agyapadeɛ. Mma yɛnntwa Yordan.”
6 Ɛnna Mose bisaa Gadfoɔ ne Rubenfoɔ no sɛ: “Mopɛ sɛ mo nuanom kɔko na mo deɛ motena ha? 7 Adɛn nti na mopɛ sɛ mobu Israelfoɔ no aba mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrentwa nkɔ asaase a Yehowa asi no pi sɛ ɔde bɛma wɔn no so? 8 Saa ara na mo agyanom yɛeɛ berɛ a mesomaa wɔn firii Kades-Barnea sɛ wɔnkɔhwɛ asaase no.+ 9 Berɛ a wɔforo kɔduruu Eskol Bɔn* no ho+ a wɔhuu asaase no, wɔbuu Israelfoɔ no aba mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkɔ asaase a na Yehowa de bɛma wɔn no so.+ 10 Saa da no, Yehowa bo fuu dendeenden, enti ɔkaa ntam sɛ:+ 11 ‘Mmarima a wɔfiri Egypt baeɛ a wɔadi mfeɛ 20 rekɔ nyinaa renhunu asaase a mekaa Abraham ne Isak ne Yakob ntam sɛ mede bɛma wɔn no,+ ɛfiri sɛ wɔamfa wɔn akoma nyinaa anni m’akyi. 12 Kaleb,+ Kenisini Yefune ba no, ne Nun ba Yosua+ nko ara na wɔbɛhunu asaase no, ɛfiri sɛ wɔde wɔn akoma nyinaa dii Yehowa akyi.’+ 13 Enti Yehowa bo fuu Israel dendeenden, na ɔmaa wɔkyinkyinii serɛ so mfeɛ 40+ kɔsii sɛ awoɔ ntoatoasoɔ a wɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne no nyinaa ase hyeeɛ.+ 14 Seesei, moabɛsi mo agyanom anan sɛ mmarima abɔnefoɔ asefoɔ, na mopɛ sɛ moma Yehowa abufuhyeɛ a ɛwɔ Israelfoɔ so no yɛ kɛse. 15 Sɛ mosan firi n’akyi a, ɔno nso bɛgya wɔn wɔ serɛ no so bio, na ɛba saa a, mode ɔsɛeɛ bɛba ɔman yi nyinaa so.”
16 Akyire yi, wɔsan baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: “Ma yɛmfa aboɔ nyɛ buo mma yɛn nyɛmmoa wɔ ha, na yɛnkyekyere nkuro wɔ ha mma yɛn mma. 17 Yɛn deɛ, yɛayɛ krado sɛ yɛbɛkɔ ɛko,+ na yɛbɛdi Israelfoɔ anim akɔsi sɛ yɛde wɔn bɛduru baabi a wɔrekɔ. Na yɛn mma deɛ, yɛbɛgya wɔn ama wɔatena nkuro a wɔabɔ ho ban mu, na asaase no sofoɔ anyɛ wɔn bɔne. 18 Yɛrensan nkɔ yɛn afie mu kɔsi sɛ Israelni biara bɛnya n’asaase a ɛyɛ n’agyapadeɛ.+ 19 Na agyapadeɛ a wɔbɛnya wɔ Yordan atɔeɛ fam ne akyire no, yɛnka ho, ɛfiri sɛ yɛanya yɛn agyapadeɛ wɔ Yordan apueeɛ fam.”+
20 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyɛ wei: Momfa akodeɛ wɔ Yehowa anim, na monyɛ krado nkɔ ɛko no.+ 21 Sɛ mo mu biara fa akodeɛ, na motwa Yordan no wɔ Yehowa anim na ɔpamo n’atamfo firi n’anim+ 22 kɔsi sɛ mobɛdi asaase no so nkonim wɔ Yehowa anim+ a, ɛnneɛ mobɛtumi asan akɔ mo nkyi,+ na morenni fɔ wɔ Yehowa ne Israel anim. Na asaase yi bɛyɛ mo agyapadeɛ wɔ Yehowa anim.+ 23 Nanso sɛ moanyɛ saa a, ɛnneɛ na moayɛ bɔne atia Yehowa. Ɛba saa a, monhunu sɛ mo bɔne bɛdi mo akyi. 24 Enti mobɛtumi akyekyere nkuro ama mo mma na moayɛ buo ama mo mmoa,+ nanso ɛsɛ sɛ moyɛ deɛ moaka no.”
25 Na Gadfoɔ ne Rubenfoɔ no ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo nkoa bɛyɛ deɛ me wura aka no. 26 Yɛn mma ne yɛn yerenom ne yɛn nyɛmmoa ne yɛn afieboa nyinaa bɛtena Gilead nkuro no mu hɔ.+ 27 Na wo nkoa deɛ, yɛbɛtwa akɔ; ɔbarima biara bɛhyehyɛ ne ho akɔ ɛko wɔ Yehowa anim,+ sɛdeɛ me wura aka yi.”
28 Enti Mose kaa wɔn ho asɛm kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Eleasar ne Nun ba Yosua ne mpanimfoɔ a wɔdeda Israel mmusuakuo agyanom abusuafie ano no. 29 Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ Gadfoɔ ne Rubenfoɔ, ɔbarima biara a wahyehyɛ ne ho rekɔ ɛko wɔ Yehowa anim ne mo twa Yordan, na modi asaase no so nkonim a, ɛnneɛ momfa Gilead mma wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ.+ 30 Nanso sɛ wɔamfa wɔn akodeɛ na wɔne mo antwa ankɔ a, ɛnneɛ wɔbɛtena mo mu wɔ Kaanan asaase so.”
31 Ɛnna Gadfoɔ ne Rubenfoɔ no kaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka akyerɛ wo nkoa no, ɛno na yɛbɛyɛ. 32 Yɛbɛfa yɛn akodeɛ na yɛatwa wɔ Yehowa anim akɔ Kaanan asaase so,+ nanso Yordan agya ha na ɛbɛyɛ yɛn agyapadeɛ.” 33 Enti Mose de Amorifoɔ hene Sihon ahemman+ ne Basan hene Og ahemman,+ ne nsaase a ɛdeda wɔn nkuro no ho, ne nkuro a ɛwowɔ nsaase a atwa ho ahyia so no maa Gadfoɔ ne Rubenfoɔ+ ne Yosef ba Manase abusuakuo fã no.+
34 Gadfoɔ no kyekyeree* Dibon,+ Atarot,+ Aroer,+ 35 Atrot-Sofan, Yaser,+ Yogbeha,+ 36 Bet-Nimra+ ne Bet-Haran,+ nkuro a wɔabɔ ho ban. Na wɔde aboɔ yɛɛ buo maa wɔn mmoa. 37 Na Rubenfoɔ no kyekyeree Hesbon,+ Eleale,+ Kiriataim,+ 38 Nebo,+ ne Baal-Meon,+ a wɔsesaa ne nyinaa din no, ne Sibma. Na nkuro a wɔsan kyekyereeɛ no, wɔmaa no din foforɔ.
39 Na Manase ba Makir+ mma kɔto hyɛɛ Gilead so, na wɔfae, na wɔpamoo Amorifoɔ a na ɛwɔ hɔ no. 40 Enti Mose de Gilead maa Manase ba Makir, na ɔtenaa hɔ.+ 41 Manase ba Yair nso kɔto hyɛɛ wɔn so, na ɔfaa wɔn ntomadan nkuro no, na ɔtoo hɔ din Hawot-Yair.*+ 42 Na Noba kɔto hyɛɛ Kenat ne ɛho nkuro nyinaa so, na ɔfae, na ɔde ɔno ara ne din Noba too so.