Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Hosea 1:1-14:9
  • Hosea

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hosea
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Hosea

HOSEA

1 Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Beeri ba Hosea* ni. Ɔka kyerɛɛ no wɔ Yuda ahemfo+ Usia+ ne Yotam+ ne Ahas+ ne Hesekia+ ne Israel hene Yeroboam+ a ɔyɛ Yoas ba+ no bere so. 2 Bere a Yehowa fii ase kasa faa Hosea so no, Yehowa ka kyerɛɛ Hosea sɛ: “Kɔ na kɔware ɔbea aguaman.* Wubenya aguaman mma, efisɛ aguamammɔ nti, asaase no atwe ne ho afi Yehowa ho koraa.”+

3 Enti ɔkɔwaree Diblaim babea Gomer, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa no.

4 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Hosea sɛ: “To no din Yesreel,* efisɛ aka kakraa bi, mɛma Yehu fi abu Yesreel mogyahwiegu ho akontaa,+ na mama Israel fi ahenni to atwa.+ 5 Saa da no, mebubu Israel agyan mu wɔ Yesreel Bon mu.”*

6 Na ɔsan nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabea. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Hosea sɛ: “To no din Lo-Ruhama,* efisɛ merenhu Israel fi mmɔbɔ bio,+ na nea ɛbɛyɛ biara, mɛpam wɔn.+ 7 Nanso mehu Yuda fi mmɔbɔ,+ na me, Yehowa wɔn Nyankopɔn, megye wɔn.+ Ɛnyɛ agyan anaa sekan anaa ɔko anaa apɔnkɔ anaa mmarima a wɔtete apɔnkɔ so na mede begye wɔn.”+

8 Bere a Gomer twaa Lo-Ruhama nufu no, onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima. 9 Na Onyankopɔn kae sɛ: “To no din Lo-Ami,* efisɛ ɛnyɛ me man ne mo, na menyɛ mo Nyankopɔn.

10 “Na Israelfo* bɛdɔɔso te sɛ mpoano anwea a enni ano a wontumi nkan.+ Na baabi a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnyɛ me man ne mo’ no,+ ɛhɔ ara na wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Onyankopɔn teasefo no mma.’+ 11 Na wɔbɛka Yudafo ne Israelfo abom ayɛ wɔn baako,+ na wobeyi baako adi wɔn anim na wɔafi asaase no so aba.* Na Yesreel da no bɛyɛ da kɛse.+

2 “Monka nkyerɛ mo nua mmarima sɛ, ‘Me man!’*+

Na monka nkyerɛ mo nua mmea sɛ, ‘O ɔbea a wɔahu no mmɔbɔ!’*+

 2 Mommɔ mo maame sobo; mommɔ no sobo,

Efisɛ ɔnyɛ me yere,+ na menyɛ ne kunu.

Onyi n’aguamammɔ* no mfi ne ho,

Na onyi n’awaresɛe no mfi ne nufu ntam,

 3 Anyɛ saa a, mɛpa ne ho ama wada adagyaw te sɛ ɛda a wɔwoo no no.

Mɛma wayɛ sɛ sare so,

Na mɛma wayɛ sɛ asaase a ɛso awo,

Na mɛma osukɔm akum no.

 4 Na merenhu ne mma mmɔbɔ,

Efisɛ wɔyɛ aguaman mma.

 5 Wɔn maame abɔ aguaman.*+

Nea onyinsɛn wɔn no ayɛ aniwude,+ efisɛ ɔkae sɛ,

‘Mɛkɔ akodi me mpenafo akyi;+

Wɔn na wɔma me m’aduan ne me nsu,

Ne me kuntu ne me ntama ne me ngo ne me nsã.’

 6 Enti mede nsɔe begye ban asiw wo kwan;

Na mede abo bɛto ɔfasu asiw no kwan,

Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhu kwan.

 7 Obetiw ne mpenafo, nanso ɔrento wɔn;+

Ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhu wɔn.

Na ɔbɛka sɛ, ‘Mɛsan akɔ me kunu a odi kan no nkyɛn,+

Efisɛ saa bere no, na eye ma me sen nnɛ.’+

 8 Wanhu sɛ me na memaa no hwiit*+ ne bobesa foforo ne ngo,

Na wanhu sɛ me na memaa no dwetɛ pii,

Ɛne sika kɔkɔɔ a wɔde som Baal no.+

 9 ‘Ɛno nti, mɛsan aba, na mabegye me hwiit* afi ne nsam twabere mu,

Na megye me bobesa foforo afi ne nsam bere a wɔtetew bobe,+

Na meyi me kuntu ne me ntama a ɔde kata n’adagyaw so no afi ne ho.

10 Afei mɛma ne ho ada so wɔ ne mpenafo anim,

Na ɔbarima biara nni hɔ a obegye no afi me nsam.+

11 Mɛma n’anigye nyinaa to atwa,

N’afahyɛ ahorow,+ n’asram foforo, ne home nna, ne ne nnapɔnna nyinaa, ɛto betwa.

12 Na mɛsɛe ne bobe nnua ne ne borɔdɔma nnua. Saa nnua no, ɔkaa ho asɛm sɛ:

“Ɛyɛ m’akatua; me mpenafo na ɛde maa me.”

Mɛdan no kwae,

Na wuram mmoa awe.

13 Na mɛma wabu nna a ɔbɔɔ afɔre maa Baal ahoni no ho akontaa,+

Nna a ɔde nkawa ne agude siesiee ne ho, na okodii ne mpenafo akyi no.

Na me de, ne werɛ fii me,’+ Yehowa asɛm ni.

14 ‘Ɛno nti, mɛkorɔkorɔ no,

Mede no bɛkɔ sare so,

Na mɛkasa ama ne koma atɔ ne yam.

15 Efi saa bere no rekɔ no, mɛsan de ne bobefuw* ama no,+

Na mɛma wafa Akor Bon no mu*+ akɔ anidaso mu;

Obegye so wɔ hɔ sɛnea ɔyɛe ne mmabaaberem no,

Te sɛ bere a ofi Egypt asaase so bae no.’+

16 Nea Yehowa aka ni: ‘Saa da no,

Wobɛfrɛ me “Me kunu,”

na woremfrɛ me “Me wura”* bio.’

17 ‘Meyi Baal ahoni no din afi n’anom,+

Na ɔrenkae wɔn din bio.*+

18 Saa da no, me ne wuram mmoa bɛyɛ apam ama wɔn,+

Na me ne wim nnomaa, ne mmoa a wɔwea fam bɛyɛ apam ama wɔn;+

Meyi agyan ne sekan ne akodi afi asaase no so,+

Na mɛma wɔatena hɔ dwoodwoo.+

19 Megye wo aware,* na woayɛ me dea daa;

Meka ntam sɛ me ne wo bɛtena trenee ne atɛntrenee mu,

Na mada ɔdɔ a enni huammɔ ne mmɔborɔhunu adi akyerɛ wo.+

20 Meka ntam sɛ meremfi w’akyi da,*

Na wubehu sɛnea me, Yehowa, mete.’+

21 Yehowa asɛm ni: ‘Saa da no, megye so;

Megye ɔsoro so,

Na ɔsoro nso agye asaase so;+

22 Na asaase begye hwiit* ne bobesa foforo ne ngo so;

Na eyinom nso begye Yesreel* so.+

23 Na medua no sɛ aba wɔ asaase mu afa,+

Na nea wɔanhu no mmɔbɔ no, mehu no mmɔbɔ,*

Na mɛka akyerɛ wɔn a wɔnyɛ me man* no sɛ: “Woyɛ me man,”+

Na wɔbɛka sɛ: “Woyɛ me Nyankopɔn.”’”+

3 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “San kɔ, kɔdɔ ɔbea a ɔbarima foforo dɔ no, ɔbea a wasɛe aware no.+ Kɔdɔ no sɛnea Yehowa dɔɔ Israelfo+ bere a wofii n’akyi kodii anyame foforo akyi,+ a wɔn ani gyee bobe keeki* ho no.”

2 Enti mede nnwetɛbona 15 ne baali* homar susude* baako ne fã kɔtɔɔ no. 3 Ɛnna meka kyerɛɛ no sɛ: “Wobɛyɛ me de nna pii. Mmɔ aguaman* bio, na wo ne ɔbarima foforo nnkɔda, na me nso saa ara na me ne wo bɛtena.”*

4 Ná Israelfo bɛtena hɔ nna pii a wɔrennya ɔhene+ anaa obirɛmpɔn, wɔremmɔ afɔre, wɔrennya ɔbosom dum anaa efɔd*+ anaa terafim honi* biara.+ 5 Ɛno akyi no, Israelfo bɛsan aba, na wɔabɛhwehwɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn+ ne wɔn hene Dawid.+ Na wɔde ahopopo bɛba Yehowa nkyɛn abɛhwehwɛ ne papayɛ wɔ awiei nna no mu.+

4 O Israelfo, muntie Yehowa asɛm,

Na Yehowa ne asaase no sofo anya asɛm,+

Efisɛ nokware ne ɔdɔ a enni huammɔ ne Onyankopɔn ho nimdeɛ nni asaase no so.+

 2 Ntam hunu ne atorodi+ ne awudi+

Ne korɔnbɔ ne awaresɛe+ adɔɔso,

Mogyahwiegu di mogyahwiegu akyi.+

 3 Ɛno nti, asaase no bedi awerɛhow,+

Na wɔn a wɔtete so nyinaa bɛsɛe;

Wuram mmoa ne wim nnomaa nyinaa bewuwu,

Na ɛpo mu mpataa mpo bewuwu.

 4 “Nanso, mma obi ne obi nnni asi, na mma obi nnka obi anim,+

Efisɛ wo man te sɛ wɔn a wɔne ɔsɔfo di asi.+

 5 Enti wubehintiw awia ketee,

Na odiyifo ne wo nyinaa behintiw te sɛ nea obi hintiw anadwo.

Na mɛma wo maame aka n’ano atom.*

 6 Me man bɛka wɔn ano atom,* efisɛ nimdeɛ abɔ wɔn.

Esiane sɛ woapo nimdeɛ nti,+

Me nso meremma wonyɛ me sɔfo bio;

Na esiane sɛ wo werɛ afi wo Nyankopɔn mmara* nti,+

Me nso, me werɛ befi wo mma.

 7 Bere a wɔredɔɔso no, na bɔne a wɔyɛ tia me nso redɔɔso.+

Mɛma wɔn anuonyam adan animguase.*

 8 Wodidi bɔne a me man yɛ ho,

Na wɔn yam a, anka me man yɛ bɔne daa.*

 9 Nea ɛbɛto ɔman no, ɛno ara na ɛbɛto ɔsɔfo;

Mɛma wɔabu wɔn abrabɔ* ho akontaa,

Na mɛma wɔatwa wɔn nneyɛe so aba.+

10 Wobedidi nanso wɔremmee.+

Wɔbɛbobɔ aguaman, nanso wɔn ase rentrɛw,+

Efisɛ wɔmfa Yehowa nyɛ hwee.

11 Aguamammɔ* ne nsã* ne bobesa foforo

Yi nea ɛma obi yɛ adepa fi hɔ.*+

12 Me man kɔ abisa wɔ wɔn abosom a wɔde dua ayɛ nkyɛn,

Nea wɔn poma* ka kyerɛ wɔn no, ɛno na wɔyɛ;

Efisɛ aguaman* honhom ama wɔayera,

Na wɔn aguamammɔ* nti, wɔmpɛ sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ama wɔn Nyankopɔn.

13 Wɔbɔ afɔre wɔ mmepɔw atifi,+

Na wɔhyew afɔrebɔde ma epuw wusiw wɔ

nkoko so,

Wɔyɛ saa wɔ odum ne duafufu* ne odupɔn* biara ase,+

Efisɛ ne nyinaa nwini ye.

Ɛno nti na mo mma mmea bɔ aguaman*

Na mo nsenom sɛe aware no.

14 Meremmu mo mma mmea atɛn wɔ wɔn aguamammɔ* ho,

Na meremmu mo nsenom atɛn wɔ wɔn awaresɛe ho,

Efisɛ mmarima no ne tuutuufo kɔhyɛ baabi,

Na wɔne asɔrefi tuutuufo na ɛbɔ afɔre;

Ɔman a wɔte saa a wonni ntease no,+ wɔbɛsɛe wɔn.

15 O Israel, sɛ worebɔ w’aguaman* a,+

Hwɛ na woamma Yuda anni fɔ.+

Monnkɔ Gilgal+ anaa Bet-Awen,+

Na monnka ntam sɛ, ‘Sɛ Yehowa te ase yi!’+

16 Efisɛ Israel aso ayɛ den te sɛ nantwi a wasorow.+

Afei na Yehowa rebɛyɛn wɔn te sɛ odwennini kumaa wɔ sare* so anaa?

17 Efraim ne abosom na ɛbɔ.+

Enti munnyaa no!

18 Sɛ wɔn nsã* sa a,

Na ato wɔn ne aguamammɔ.

N’ahemfo* pɛ animguase paa.+

19 Mframa de ne ntaban bɛbɔ no akɔ,

Na wɔn ani bewu wɔn afɔre ho.”

5 “Asɔfo, muntie;+

O Israel fi, monyɛ aso,

O ɔhene fifo, muntie,

Na atemmu no fa mo ho;

Efisɛ moyɛ afiri ma Mispa,

Na moyɛ atena* a wɔatrɛw mu agu Tabor so.+

 2 Na wɔn a wɔaman* no, akunkumakunkum* adi wɔn ti,

Na merebɔ wɔn nyinaa kɔkɔ.*

 3 Minim Efraim,

Na Israel nso, m’ani tua no.

Na wo, O Efraim, woabɔ aguaman;

Israel agu ne ho fĩ.+

 4 Wɔn nneyɛe nti, wontumi nsan mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn,

Efisɛ aguamammɔ* honhom wɔ wɔn mu;+

Na wɔmfa Yehowa nyɛ hwee.

 5 Israel ahantan adi adanse atia no;*+

Israel ne Efraim nyinaa bɔne ama wɔahintiw,

Na Yuda nso ne wɔn ahintiw.+

 6 Wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi kɔhwehwɛɛ Yehowa,

Nanso wɔanhu no,

Efisɛ na watwe ne ho afi wɔn ho.+

 7 Wɔayi Yehowa ama,+

Efisɛ wɔawowo ananafo mma.

Enti bosome baako bɛmene wɔne wɔn agyapade* nyinaa.*

 8 Mommɔ abɛn+ wɔ Gibea, monhyɛn torobɛnto wɔ Rama!+

Monteɛm denneennen wɔ Bet-Awen;+ O Benyamin, di anim!

 9 O Efraim, da a wɔbɛtwe w’aso no, nkurɔfo behu wo abɔ hu,+

Mama Israel mmusuakuw ahu nea ɛbɛba wɔn so ɔkwan biara so.

10 Yuda abirɛmpɔn te sɛ wɔn a wopiapia ɔhye.+

Mehwie m’abufuw agu wɔn so te sɛ nsu.

11 Wɔahyɛ Efraim so, na wɔabu no atɛn ama wabubu,

Efisɛ osii ne bo sɛ obedi ne tamfo akyi.+

12 Enti meyɛe sɛ nwewemmoa maa Efraim,

Na meyɛe sɛ ɔporɔw maa Yuda fi.

13 Bere a Efraim huu ne yare, na Yuda huu ne kuru no,

Efraim kɔɔ Asiria,+ na ɔsoma kɔɔ ɔhenkɛse bi nkyɛn.

Nanso wantumi ansa mo yare,

Na wantumi amma mo kuru no anwu.

14 Na mɛyɛ sɛ gyata a ogyina ne nan so ama Efraim,

Na mɛyɛ sɛ gyata* a ne ho yɛ den ama Yuda fi.

Me ara mɛtetew wɔn mu na makɔ;+

Mede wɔn bɛkɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.+

15 Mɛkɔ, mɛsan akɔ me tenabea akosi sɛ wobetwa wɔn bɔne so aba,

Na wɔbɛba abɛhwehwɛ m’anim dom.*+

Sɛ ebi kã wɔn ani a, wɔbɛhwehwɛ m’akyi kwan.”+

6 “Mommra, momma yɛnsan nkɔ Yehowa nkyɛn,

Efisɛ watetew yɛn mu de,+ nanso ɔbɛsa yɛn yare.

Wapirapira yɛn, nanso ɔbɛkyekyere yɛn akuru.

 2 Nnanu akyi, ɔbɛma yɛanya nkwa.

Na da a ɛto so abiɛsa no, ɔbɛma yɛn so,

Na yɛbɛtena ase wɔ n’anim.

 3 Yebehu Yehowa, yɛbɛhwehwɛ no denneennen ahu no.

Sɛnea adekyee nni huammɔ no, saa ara na obefi adi;

Ɔbɛba yɛn nkyɛn te sɛ osu a ɛretɔ denneennen,

Te sɛ fefɛw bere mu osu* a ɛfɔw asaase.”

 4 “Efraim, dɛn na menyɛ wo?

Yuda, dɛn na menyɛ wo?

Efisɛ mo dɔ a enni huammɔ te sɛ anɔpa mununkum,

Ɛte sɛ obosu a ɛyera ntɛm.

 5 Enti mɛma adiyifo no atwa wɔn agu;+

Mede m’anom asɛm bekum wɔn.+

Na atemmu a ɛbɛba wo so no bɛhyerɛn te sɛ kanea.+

 6 Ɔdɔ a enni huammɔ na mepɛ, na ɛnyɛ afɔrebɔ;

Onyankopɔn ho nimdeɛ na mepɛ, na ɛnyɛ ɔhyew afɔre.+

 7 Nanso wɔabu apam no so te sɛ onipa dasani,+

Na ɛhɔ na wɔayi me ama.

 8 Gilead yɛ abɔnefo kurow;+

Mogya ayɛ kurow no ma.*+

 9 Asɔfokuw no te sɛ akorɔmfo-werɛmfo dɔm a wɔtetɛw nnipa.

Wokum nnipa wɔ Sekem kwan so,+

Na wɔn suban yɛ aniwu.

10 Mahu biribi wɔ Israel fi ama me ho adwiriw me.

Ɛhɔ na Efraim bɔ aguaman.+

Israel agu ne ho fĩ.+

11 Na wo, O Yuda, wo de, wɔayi twabere bi asi hɔ ama wo.

Saa bere no, me manfo a wɔakyere wɔn kɔ no, mɛboaboa wɔn ano asan aba.”+

7 “Bere biara a mɛyɛ sɛ meresa Israel yare no,

Efraim nso bɔne da adi,+

Na Samaria nso amumɔyɛ da adi.+

Efisɛ wɔyɛ nnaadaafo;+

Akorɔmfo bubu kɔ afi mu, na akorɔmfo-werɛmfo hwim nneɛma wɔ mmɔnten so.+

 2 Nanso ɛmma wɔn komam da sɛ mɛkae wɔn bɔne no nyinaa.+

Afei wɔn nneyɛe atwa wɔn ho ahyia;

Ɛwɔ m’anim pɛɛ.

 3 Wɔn bɔne ma ɔhene di ahurusi,

Na wɔn nnaadaa ma abirɛmpɔn ani gye.

 4 Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefo,

Wɔdɛw te sɛ ogya a paanootofo asɔ wɔ fononoo mu.

Sɛ ɔfɔtɔw esiam no wie a, ɔnka gya nhyem bio kosi sɛ esiam a wɔafɔtɔw no bɛkaw.

 5 Yɛn hene da no,* abirɛmpɔn yareyaree,

Na nsã* nti, wɔn bo fuwii.+

Ɔne fɛwdifo na edi nsawɔso.

 6 Na wɔde koma a ɛredɛw te sɛ fononoo mu gya na ɛba.*

Nea ɔtõ paanoo no da anadwo mu nyinaa;

Edu anɔpa a, fononoo no mu gya dɛw te sɛ ogyaframa.

 7 Wɔn nyinaa ayɛ hyew sɛ fononoo,

Na wɔmemene wɔn mpanyimfo.*

Wɔn ahemfo nyinaa ahwehwe ase;+

Wɔn mu biara nni hɔ a ɔfrɛ me.+

 8 Efraim de ne ho afra amanaman no.+

Efraim te sɛ keeki kurukuruwa a wɔankisa.*

 9 Ahɔho atwe n’ahoɔden nyinaa,+ nanso onnim.

Dwen ayɛ ne ti so fitaa, nanso onhui.

10 Israel ahantan adi adanse atia no,+

Nanso wɔnsan mmaa Yehowa wɔn Nyankopɔn nkyɛn,+

Na eyinom nyinaa akyi, wɔnhwehwɛɛ no.

11 Efraim te sɛ aburuburuw kwasea* a onni adwene.*+

Wɔafrɛ Egypt;+ wɔkɔ Asiria nkyɛn.+

12 Baabiara a wɔbɛkɔ biara, mɛtow m’atena* agu wɔn so.

Mɛtwe wɔn aba fam te sɛ wim nnomaa.

Mɛtwe wɔn aso sɛnea kɔkɔbɔ a wɔde ama wɔn asafo no te.+

13 Wonnue, efisɛ wɔaguan afi m’anim!

Ɔsɛe mmra wɔn so, efisɛ wɔato me mmara!

Ná mayɛ krado sɛ megye wɔn, nanso wɔaka me ho atosɛm.+

14 Wosu bɔɔ bena wɔ wɔn mpa so,+

Nanso wɔn komam de, wɔansu amfrɛ me.

Wɔn hwiit* ne wɔn bobesa foforo nti, wotwitwa wɔn ho,

Na wɔtew me so atua.

15 Mekyerɛkyerɛɛ wɔn, na mehyɛɛ wɔn basa mu den,

Nanso wɔsɔre tiaa me, na wɔbɔɔ me ho pɔw.

16 Wɔsesaa wɔn akwan, nanso wɔankɔ nea ɛkorɔn ho;*

Ná wɔte sɛ agyan a emu agow a wuntumi mfa wo ho nto so.+

Wɔn abirɛmpɔn bewuwu sekan ano, efisɛ wɔn tɛkrɛma ka abususɛm.

Eyi nti, nkurɔfo bedi wɔn ho fɛw wɔ Egypt asaase so.”+

8 “Fa abɛn tua w’ano!+

Obi bɛba Yehowa fi so te sɛ ɔkɔre,+

Efisɛ wɔabu m’apam so,+ na wɔato me mmara.+

 2 Wosu frɛ me sɛ, ‘O yɛn Nyankopɔn, yɛn Israelfo de, yenim wo!’+

 3 Israel atow papa akyene.+

Enti ma ɔtamfo ntiw no.

 4 Wɔasisi ahemfo, nanso me nsa nnim.

Wɔasisi abirɛmpɔn, nanso mannye antom.

Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sika kɔkɔɔ ayeyɛ ahoni.+

Ɛno nti, wɔbɛsɛe wɔn.+

 5 O Samaria, wɔatow wo nantwi ba akyene.+

M’abufuw adɛw wɔn so.+

Enti morentumi nyɛ adepa da?*

 6 Eyi fi Israel.

Samaria nantwi ba no, ɛnyɛ Onyankopɔn. Ɛyɛ biribi a odwumfo ayɛ.

Wobebubu nantwi ba no pasapasa.

 7 Wɔredua mframa,

Na wobetwa ahum.+

Hwiit* dua biara nni hɔ a aba a anyin* wɔ so;+

Nea afifi biara nni hɔ a wobenya esiam afi mu.

Sɛ wonya bi mpo a, ahɔho* na ebedi ne nyinaa.+

 8 Wɔbɛmene Israel.+

Wɔbɛyɛ sɛ kuku bi a obiara mpɛ+

Wɔ amanaman no mu.

 9 Wɔaforo kɔ Asiria+ te sɛ sare so afurum a ɔno nko ara atew ne ho.

Efraim abɔ adɔfo paa.+

10 Wɔbɔ wɔn paa fi amanaman no mu de,

Nanso afei mɛboaboa wɔn ano;

Na ahemfo ne abirɛmpɔn adesoa a wɔde bɛto wɔn so nti, wobefi ase ahu amane.+

11 Efraim ama afɔremuka adɔɔso, na ama wayɛ bɔne.+

Ɔde afɔremuka no yɛɛ bɔne.+

12 Mekyerɛw me mmara nsɛm* pii maa no,

Nanso obuu ne nyinaa adehunu bi.+

13 Wɔde akyɛde* bɔ afɔre ma me, na wɔwe nam no.

Nanso Yehowa ani nnye ho.+

Enti ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ, na watwe wɔn aso wɔn bɔne ho.+

Wɔadan wɔn ho kɔ* Egypt.+

14 Israel werɛ afi ne Yɛfo,+ na wasisi adan ama abosom,+

Na Yuda ama ne nkurow a wɔabɔ ho ban adɔɔso.+

Nanso mɛsoma ogya akɔ ne nkurow no mu,

Na aban atenten a ɛwɔ nkurow no mu no, ɛbɛhyew ne nyinaa.”+

9 “O Israel, nni ahurusi,+

Mma w’ani nnnye sɛ amanaman no.

Efisɛ tuutuusi* nti, woafi wo Nyankopɔn akyi.+

Tuutuuni akatua a wunya wɔ awiporowbea biara no, ɛno na w’ani gye ho.+

 2 Nanso awiporowbea ne amoa a wokyĩ nsã wom remma wɔn biribiara nni,

Na wɔrennya bobesa foforo.+

 3 Wɔrenkɔ so ntena Yehowa asaase so.+

Mmom, Efraim bɛsan akɔ Egypt,

Na wobedi nea ɛho ntew wɔ Asiria.+

 4 Wɔrenhwie nsã* mmɔ afɔre mma Yehowa bio,+

Na wɔn afɔre rensɔ n’ani.+

Ɛte sɛ ayi bere mu aduan;

Obiara a odi bi no ho begu fĩ.

Wɔn aduan yɛ wɔn* nko ara dea;

Ɛremma Yehowa fi.

 5 Nhyiam da no, dɛn na mobɛyɛ?

Na Yehowa afahyɛ da no, dɛn na mobɛyɛ?

 6 Hwɛ! ɔsɛe nti, wobeguan.+

Egypt bɛboaboa wɔn ano,+ na Memfis asie wɔn.+

Wɔn nneɛma a ɛsom bo a wɔde dwetɛ ayɛ no, nsasono begye abɔ so,

Na nsɔe begye wɔn ntamadan afa.

 7 Akontaabu nna bɛba,+

Asotwe nna bɛba,

Na Israel behu.

Wɔn diyifo bɛyɛ ɔkwasea, na wɔn nkɔmhyɛni bɛbɔ dam;

Mo bɔne bebrebe nti, wɔbɛtan mo bebree.”

 8 Ná Efraim ɔwɛmfo+ no wɔ me Nyankopɔn nkyɛn.+

Nanso seesei, n’adiyifo akwan nyinaa+ te sɛ anomaayifo mfiri,

Na ɔtan wɔ ne Nyankopɔn fi.

 9 Wɔasɛe pɔtɔɔ te sɛ Gibea nna no.+

Ɔbɛkae wɔn bɔne, na wɔn amumɔyɛ nti, ɔbɛtwe wɔn aso.+

10 “Bere a mihuu Israel no, na ɛte sɛ nea manya sare so bobe.+

Bere a mihuu mo agyanom no, na ɛte sɛ nea manya borɔdɔma a edi kan sow wɔ afe no mu aba a edi kan.

Nanso wɔkɔɔ Baal-Peor nkyɛn,+

Na wohyiraa wɔn ho so maa aniwude no.*+

Na wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ ade a wɔdɔ no no ara.

11 Efraim anuonyam betu akɔ sɛ anomaa;

Obiara renwo, obiara rennyem, na obiara rennyinsɛn.+

12 Na sɛ wɔhwɛ wɔn mma ma wonyin mpo a,

Mɛma wɔawuwu, na obiara renka.+

Ampa, sɛ metwe me ho fi wɔn ho a, wonnue!+

13 Bere a mihuu Efraim no, na ɔte sɛ Tiro.+ Ná wɔadua no wɔ mmoa adidibea frɔmfrɔm;

Nanso Efraim de ne mma bɛba ama wɔakunkum wɔn.”

14 O Yehowa, nea ɛfata wɔn no, fa yɛ wɔn;

Ma wonnya yafunu a ɛpɔn, ɛne nufu a nsu nnim.*

15 “Wɔn bɔne nyinaa kɔɔ so wɔ Gilgal,+ enti ɛhɔ na metan wɔn.

Wɔn amumɔyɛ nti, mɛpam wɔn afi me fi.+

Merennɔ wɔn bio.+

Wɔn abirɛmpɔn nyinaa aso yɛ den.

16 Wobɛbɔ Efraim ahwe fam.+

Wɔn ntini bɛwo wosee, na wɔrensow aba biara.

Sɛ wɔwo mpo a, mekum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no.”

17 Me Nyankopɔn bɛpo wɔn,

Efisɛ wɔantie no,+

Na wɔbɛdan akobɔfo* wɔ amanaman no mu.+

10 “Israel yɛ bobe a ɛresɛe;* ɔsow n’aba.+

N’aba redɔɔso no, na n’afɔremuka nso redɔɔso;+

Bere a n’asaase so nnɔbae redɔɔso no, na n’abosom adum reyɛ fɛ kɛse.+

 2 Wɔn koma yɛ nyaatwom;*

Enti wobebu wɔn fɔ.

Obi bɛba abebubu wɔn afɔremuka, na wasɛe wɔn abosom adum.

 3 Afei wɔbɛka sɛ, ‘Yenni hene,+ efisɛ yensuro Yehowa.

Na dɛn na ɔhene betumi ayɛ ama yɛn?’

 4 Wɔkeka nsɛnhunu ne ntam hunu,+ na wɔyeyɛ apam;

Enti atɛn a wobu no te sɛ nwura bɔne* a atrɛw wɔ afuw mu nkofi so.+

 5 Bet-Awen nantwi ba honi no nti, Samariafo bɛbɔ hu.+

Kurom hɔfo bedi ho awerɛhow,

Na ananafo anyame akɔmfo a na wodi ohoni no ne n’anuonyam ho ahurusi no, wɔn nso bedi awerɛhow,

Efisɛ wobetu n’ase afi wɔn mu akɔ obi man so.

 6 Wɔde bɛkɔ Asiria akɔkyɛ ɔhenkɛse no.+

Efraim ani bewu,

Na afotu a Israel tiei nti, n’anim begu ase.+

 7 Nea ɛte biara, wobetwa Samaria ne ne hene afi hɔ*+

Te sɛ abaa sin bi a ɛda nsu ani.

 8 Bet-Awen sorɔnsorɔmmea*+ a ɛde Israel bɔne bae no,+ wɔbɛsɛe no.+

Nsɔe ne nwura* befifi wɔ wɔn afɔremuka so.+

Nnipa bɛka akyerɛ mmepɔw sɛ, ‘Monkata yɛn so!’

Na wɔbɛka akyerɛ nkoko sɛ, ‘Mummegu yɛn so!’+

 9 O Israel, woayɛ bɔne fi Gibea bere so.+

Wɔansakra.*

Ɔko a wɔde baa asoɔden mma so wɔ Gibea no ansɛe wɔn koraa.

10 Bere a mepɛ na mɛtwe wɔn aso.

Na sɛ mede wɔn bɔne abien no sɛn wɔn kɔn mu* a,

Aman bɛboaboa wɔn ano aba wɔn so.

11 Ná Efraim yɛ nantwi a wɔatete no ama n’ani agye ho sɛ ɔbɛporow hwiit,

Enti mamma wamfa ne kɔn fɛfɛɛfɛ no anyɛ adwumaden.

Nanso afei mɛma obi atena Efraim so.*+

Yuda bɛfɛntɛm, na Yakob afuntum ama no.

12 Mungu aba wɔ trenee mu, na muntwa ɔdɔ a enni huammɔ.

Monnɔw afusaase mfa,+

Ɛnnɛ a bere wɔ hɔ a mobɛhwehwɛ Yehowa yi.+

Monhwehwɛ no nkosi sɛ ɔbɛba abɛkyerɛkyerɛ mo wɔ trenee mu.+

13 Nanso moafɛntɛm amumɔyɛ,

Moatwa bɔne,+

Na moadi nnaadaa aba.

Efisɛ mode mo ho too mo ankasa kwan so,

Na mode mo ho too mo mmarima bebrebe a wonim ko no so.

14 Ɔko ho dede bɛba wo nkurɔfo so,

Na wɔbɛsɛe wo nkurow a wɔabɔ ho ban no nyinaa,+

Sɛnea Salman sɛee Arbel fi

Wɔ ɔko bere mu, bere a wɔtetew ɔbaatan mu kaa ne mma ho no.

15 Saa ara na wɔbɛyɛ mo, O Betelfo,+ efisɛ mo bɔne dɔɔso dodo.

Sɛnea ɛte biara, wobetwa Israel hene afi hɔ* ahemanakye.”+

11 “Bere a Israel yɛ abarimaa no, na medɔ no,+

Na Egypt na mefrɛɛ me ba fii.+

 2 Bere a wogu so refrɛ wɔn nyinaa,*

Na wɔretwe wɔn ho fi wɔn ho.+

Wɔkɔɔ so bɔɔ afɔre maa Baal ahoni,+

Na wɔbɔɔ afɔre maa ahoni.+

 3 Nso me na mekyerɛɛ Efraim nantew,+ na mituruu wɔn m’abasa so.+

Nanso wɔanhu sɛ me na mesaa wɔn yare.

 4 Mekɔɔ so de nnipa nhama* twee wɔn; ɔdɔ nhama na mede twee wɔn.+

Mebɛyɛɛ sɛ obi a oyi kɔndua fi wɔn kɔn* ho ma wɔn,

Na mede brɛbrɛ maa wɔn mu biara aduan.

 5 Wɔrensan nkɔ Egypt asaase so bio, na Asiria na ɛbɛyɛ wɔn hene,+

Efisɛ na wɔmpɛ sɛ wɔsan ba me nkyɛn.+

 6 Sekan bedi ahim wɔ ne nkurow mu;+

Ɛpɔw bɔne a wɔabɔ nti, sekan no bɛsɛe n’apon akyi nnade, na ɛbɛmene wɔn.+

 7 Me man asi wɔn bo sɛ wɔrenni me nokware.+

Wɔfrɛɛ wɔn Ɔsorosoroni no nkyɛn,* nanso obiara ansɔre.

 8 O Efraim, mɛyɛ dɛn apo wo?+

O Israel, mɛyɛ dɛn ayi wo ama?

Mɛyɛ dɛn ayɛ wo sɛ Adma?

Mɛyɛ dɛn ayɛ wo sɛ Seboiim?+

Masesa m’adwene,*

Na me yam nso hyehye me.+

 9 Merenyi m’abufuw adi.

Merensɛe Efraim bio,+

Efisɛ meyɛ Onyankopɔn, menyɛ onipa.

Mene Ɔkronkronni a ɔwɔ wo mu no;

Meremfa anibere mma wo so.

10 Wobedi Yehowa akyi, na ɔbɛbobom te sɛ gyata;+

Sɛ ɔbobom a, ne mma de ahopopo befi atɔe aba.+

11 Wɔde ahopopo befi Egypt aba te sɛ anomaa,

Na wobefi Asiria asaase so aba te sɛ aburuburuw.+

Na mɛma wɔatenatena wɔn afi mu,” Yehowa na waka.+

12 “Efraim de atoro atwa me ho ahyia,

Na Israel fi de nnaadaa atwa me ho ahyia.+

Na Yuda de, ɔne Onyankopɔn da so ara nam,*

Na odi Ɔkronkronni no nokware.”+

12 “Efraim aduan ne mframa.

Apuei mframa akyi na odi daa.

Wama atoro ne awudisɛm adɔɔso.

Wɔne Asiria yɛ apam,+ na wɔde ngo kɔ Egypt.+

 2 Yehowa ne Yuda anya asɛm;+

Ɔbɛma Yakob abu n’akwan ho akontaa,

Na obetua no ka sɛnea ne nnwuma te.+

 3 Yafunu mu na osoo ne nua nantin,+

Na ɔde n’ahoɔden ne Onyankopɔn peree so.+

 4 Ɔne ɔbɔfo peree so kosii sɛ odii nkonim.

Osui, na ɔpaa no kyɛw sɛ onhyira no.”+

Ohuu no wɔ Betel, na ɛhɔ na Ɔne yɛn kasae.+

 5 Yehowa yɛ asafo Nyankopɔn,+

Yehowa ne edin a wɔde kae no.+

 6 “Enti san bra wo Nyankopɔn nkyɛn.+

Kɔ so da ɔdɔ a enni huammɔ ne atɛntrenee adi,+

Na fa w’ani to wo Nyankopɔn so daa.

 7 Atoro nsenia* wɔ oguadini nsam;

Nsisi yɛ no dɛ.+

 8 Efraim keka sɛ, ‘Manya me ho tam;+

Manya ahode pii.+

Na me brɛ nyinaa mu, wobehu sɛ manni mfomso, na manyɛ bɔne biara.’

 9 Mene Yehowa wo Nyankopɔn fi Egypt asaase so.+

Mɛsan ama woatena ntamadan mu

Te sɛ nna a wɔahyɛ no.*

10 Me ne adiyifo no kasae,+

Memaa wɔn anisoadehu dɔɔso,

Na menam adiyifo so yɛɛ mfatoho pii.

11 Nnaadaa* ne atosɛm aba Gilead.+

Wɔde anantwi abɔ afɔre wɔ Gilgal,+

Na wɔn afɔremuka te sɛ abo a esum afuw mu nkofi so.+

12 Yakob guan kɔɔ Aram* asaase so,*+

Na ɔyere nti,+ Israel+ somee wɔ hɔ,

Ɔyere nti, ɔhwɛɛ nguan.+

13 Yehowa nam odiyifo so yii Israel fii Egypt,+

Na ɔnam odiyifo so hwɛɛ no so.+

14 Efraim ahyɛ Onyankopɔn abufuw paa;+

Ne mogyahwiegu aka no so;

N’animguase nti, ne Wura betua no ka.”+

13 “Sɛ Efraim kasa a, ná nnipa ho popo;

Ná ɔyɛ otitiriw* wɔ Israel.+

Nanso Baal nti, odii fɔ,+ na owui.

 2 Wɔasan ayɛ bɔne bio,

Wɔde wɔn dwetɛ ayeyɛ ahoni;*+

Wɔtɔ wɔn bo ase yɛ abosom; ne nyinaa yɛ adwumfo nsa ano adwuma.

Na wɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nnipa a wɔbɔ afɔre no, ma wɔmfew anantwi mma no ano.’+

 3 Enti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum,

Te sɛ obosu a ɛyera ntɛm,

Te sɛ ntɛtɛwa a mframa bɔ fi awiporowbea,

Na wɔbɛyɛ sɛ wusiw a epue fi tokuru mu wɔ ɔdan atifi.

 4 Nanso mene Yehowa wo Nyankopɔn fi Egypt asaase so,+

Ná wunnim Onyankopɔn foforo biara ka me ho,

Na ogyefo biara nni hɔ sɛ me.+

 5 Bere a wowɔ sare so, asaase a ɛso awo so no, na minim wo.+

 6 Wɔn asaase pa* nti, wodidi mee,+

Wɔmee, na wɔn koma yɛɛ ahantan.

Ɛno nti, wɔn werɛ fii me.+

 7 Afei mɛba wɔn so sɛ gyata a ne ho yɛ den,+

Te sɛ ɔsebɔ a ɔtetɛw kwankyɛn.

 8 Mɛtow ahyɛ wɔn so te sɛ osisi a ne mma ayera,

Na metu wɔn koko mu tokuru.*

Na mɛwe wɔn wɔ hɔ te sɛ gyata;

Na wuram aboa bɛtetew wɔn mu pasapasa.

 9 O Israel, ɛbɛsɛe wo,

Efisɛ woasɔre atia me, me a meyɛ wo boafo no.

10 Afei wo hene no wɔ he? Ma onnye wo wɔ wo nkurow nyinaa mu ɛ.+

Na wo mpanyimfo* a wokaa wɔn ho asɛm sɛ,

‘Ma me ɔhene ne abirɛmpɔn’ no wɔ he?+

11 M’abufuw mu na memaa mo ɔhene,+

Na m’anibere mu na mɛfa no akɔ.+

12 Wɔakyekyere Efraim amumɔyɛ;

Wɔakora ne bɔne so.

13 Ɔbɛte yaw te sɛ ɔbea a ɔrewo.

Nanso ɔyɛ ɔba a onnim nyansa;

Sɛ bere so sɛ wɔwo no a, ɔremma.

14 Megye wɔn afi Ɔdamoa* nsam;

Meyi wɔn afi owu mu.+

Owu, ade a wode wowɔ no wɔ he?+

Ɔdamoa, nea wode sɛe ade no wɔ he?+

Mmɔborɔhunu bɛyera afi m’anim.

15 Sɛ ɔsow aba te sɛ demmire* mpo a,

Apuei mframa, Yehowa mframa, bɛba.

Efi sare so reba, na ɛbɛma n’abura mu nsu ayow, na n’asuti betwa.

Ɔno na ɔbɛfa n’agyapade a ɛsom bo a ɔde asie nyinaa.+

16 Wobebu Samaria fɔ,+ efisɛ wasɔre atia ne Nyankopɔn.+

Wɔde sekan bekunkum wɔn.+

Wɔde wɔn mma bɛhwehwe hɔ apɛtɛw wɔn,

Na wɔbɛpaapae wɔn mmea a wɔnyem mu.”

14 “O Israel, san bra Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn,+

Efisɛ wo bɔne ama woahwe ase.*

 2 Monsan mmra Yehowa nkyɛn, na monka nkyerɛ no sɛ:

‘Fa yɛn bɔne kyɛ yɛn,+ na gye nea eye,

Na yɛde yɛn ano beyi wo ayɛ+ sɛnea yɛde anantwinini bɔ afɔre no.*

 3 Asiria rennye yɛn nkwa.+

Yɛrentena apɔnkɔ so,+

Na yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma bio sɛ, “O yɛn Nyankopɔn!”

Efisɛ wo na wuhu agyanka mmɔbɔ.’+

 4 Mɛsa wɔn yare, na wɔremfi m’akyi bio.+

Meyi me yam adɔ wɔn,+

Efisɛ m’abufuw adan afi no so.+

 5 Mɛyɛ sɛ obosu ama Israel;

Ɔbɛyɛ frɔmm sɛ nhwiren,

Na mɛma ne ntini akɔ fam* te sɛ Lebanon nnua.

 6 Ne nkorabata bɛtrɛtrɛw,*

Na n’anuonyam ayɛ sɛ ngodua,

Na ayi hua sɛ Lebanon dua.

 7 Wɔbɛsan atena ne nwini ase bio.

Wobedua hwiit,* na wɔbɛfefɛw sɛ bobe.+

Obegye din* sɛ Lebanon bobesa.

 8 Efraim bɛka sɛ, ‘Dɛn bio na me ne ahoni wɔ yɛ?’+

Mɛma mmuae, na mahwɛ no so.+

Mɛyɛ sɛ ɔpopaw dua frɔmfrɔm.

Me so na wubenya w’aba.”

 9 Hena na ɔyɛ onyansafo? Ma ɔnte nsɛm yi ase.

Hena na ɔyɛ ɔbadwemma? Ma onhu.

Efisɛ Yehowa akwan teɛ,+

Na atreneefo na wɔbɛfa so.

Na mmaratofo de, wɔbɛhwe ase* wɔ so.

Ɛyɛ din Hosaia a wɔatwa no tiaa. Ɛkyerɛ “Yah Agye No.”

Anaa “ɔbea a ɔbɛbɔ aguaman.”

Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Bedua Aba.”

Anaa “Asaasetraa so.”

Ɛkyerɛ, “Wɔanhu No Mmɔbɔ.”

Ɛkyerɛ “Wɔnyɛ Me Man.”

Nt., “Israel mma.”

Anaa “na wɔaforo afi asaase no so aba.”

Hwɛ Ho 1:9 ase hɔ asɛm no.

Hwɛ Ho 1:6 ase hɔ asɛm no.

Anaa “ne brabɔne.”

Anaa “abu brabɔne.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “bobeturo.”

Anaa “Asaasetraa no so.”

Anaa “Me Baal.”

Anaa “ɔremfa wɔn din nkae wɔn bio.”

Anaa “Mesi wo asiwa.”

Anaa “me ne wo bɛtena nokwaredi mu.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Bedua Aba.”

Hwɛ Ho 1:6 ase hɔ asɛm no.

Hwɛ Ho 1:9 ase hɔ asɛm no.

Kyerɛ sɛ, bobe keeki a wɔde di dwuma wɔ atoro som mu.

Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.

Homar susude baako yɛ lita 220 (bɛyɛ olonka 73). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “Mmu brabɔne.”

Anaa “me ne wo renna.”

Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “abusua bosom; ohoni.”

Anaa “mɛsɛe wo maame.”

Anaa “Wɔbɛsɛe me man.”

Anaa “akwankyerɛ.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Wɔde me ara m’anuonyam asesa animguase.”

Anaa “wɔn bɔne yɛ wɔn kra akɔnnɔ.” Kyerɛ sɛ, wodidi bɔne ho afɔre a ɔman no bɔ no ho. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Ɔkra/Kra.”

Anaa “wɔn akwan.”

Anaa “Ɔbrabɔne.”

Anaa “bobesa.”

Nt., “Eyi koma fi hɔ.”

Anaa “Nea wɔn a nkurɔfo kɔ wɔn nkyɛn abisa poma.”

Anaa “Ɔbrabɔne.”

Anaa “brabɔne.”

Ɛyɛ dua bi a ɛpae nhwiren fitaa.

Anaa “dua kɛse.”

Anaa “bu brabɔne.”

Anaa “wɔn brabɔne.”

Anaa “worebu wo brabɔne.”

Anaa “beae a ɛtrɛw.”

Anaa “nsã a wɔde hwiit ayɛ.”

Nt., “N’akyɛm.”

Anaa “asau.”

Anaa “wɔn a wɔatew atua.”

Ebetumi akyerɛ mmoa anaa nnipa a wokunkum wɔn.

Anaa “mɛteɛ wɔn nyinaa so.”

Anaa “ɔbrabɔne.”

Nt., “n’anim.”

Anaa “nsaase.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Wɔbɛmene wɔn bosome baako mu.”

Anaa “gyatanini.”

Nt., “m’anim.”

Ná efi ase fi April mfinimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.

Anaa “Mogya anammɔn ayɛ mu ma.”

Anaa “Yɛn hene afahyɛ da no.”

Anaa “bobesa.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Na pɔw bɔne a wɔabɔ nti, sɛ wɔreba a, wɔn koma te sɛ fononoo.”

Nt., “atemmufo.”

Anaa “paanoo kurukuruwa a ne fã pɛ na aben.”

Anaa “tibɔnkɔso.”

Nt., “onni koma.”

Anaa “m’asau.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Kyerɛ sɛ, wɔankɔ ɔsom a ɛkorɔn ho.

Anaa “morentumi mmɔ bra pa da?”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “abere.”

Anaa “ananafo.”

Anaa “m’akwankyerɛ.”

Anaa “ayɛyɛde.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Wɔbɛsan wɔn akyi akɔ.”

Anaa “aguamammɔ.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “wɔn kra.”

Anaa “nyame a ne ho yɛ aniwu no.”

Anaa “atwintwam.”

Anaa “wɔbɛbɔ asesa.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ɛretrɛtrɛw.”

Anaa “toro; toromtorom.”

Anaa “nwura a awuduru wom.”

Nt., “wɔbɛma wɔaka wɔn ano atom.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “nkyɛkyerɛ.”

Anaa “Ɛhɔ na wɔtoaa so.”

Kyerɛ sɛ, mema wɔsoa wɔn asotwe te sɛ kɔndua.

Anaa “obi de hama aso ne kɔn ama ɔde atwe ade.”

Nt., “wɔbɛma waka n’ano atom.”

‘Wɔn a wogu so refrɛ’ no gyina hɔ ma adiyifo ne nnipa foforo a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔkyerɛkyerɛ Israelfo no.

Anaa “ayamye nhama,” te sɛ awofo nhama.

Nt., “abogye.”

Kyerɛ sɛ, ɔfrɛɛ wɔn kɔɔ ɔsom a ɛkorɔn mu.

Anaa “Me koma asesa.”

Anaa “nantew.”

Ade a wɔde susuw biribi mu duru.

Ebetumi nso akyerɛ, “afahyɛ.”

Anaa “Abusude; Nkonyaa.”

Anaa “Siria.”

Nt., “afuw mu.”

Anaa “ɔwɔ tumi.”

Anaa “ahoni a wɔagu.”

Anaa “mmoa adidibea frɔmfrɔm.”

Nt., “mɛtetew nea edura wɔn koma ho no mu.”

Nt., “w’atemmufo.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.

Anaa “woawatiriw.”

Nt., “yɛde yɛn ano bɛyɛ anantwinini abɛbɔ afɔre ama wo.”

Anaa “mɛma wagye ntini.”

Anaa “bɛdennan.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Nt., “Obenya nkae.”

Anaa “wɔbɛwatiriw.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena