Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Romafo 1:1-16:27
  • Romafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Romafo
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Romafo

ƆDE KƆMAA ROMAFO

1 Me Paul, meyɛ Kristo Yesu akoa a wɔafrɛ me sɛ memmɛyɛ ɔsomafo. Wɔayi me asi hɔ sɛ menka Onyankopɔn asɛmpa no,+ 2 asɛmpa a ɔnam n’adiyifo so hyɛɛ ho bɔ too hɔ wɔ Kyerɛw kronkron no mu no. 3 Asɛmpa no fa ne Ba no ho. Wɔwoo no honam mu sɛ Dawid aseni,*+ 4 nanso wɔnam honhom a ɛyɛ kronkron no tumi so nyan no fii awufo mu+ ma ɛdaa adi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba.+ Ɔno ne yɛn Awurade Yesu Kristo. 5 Yɛnam no so anya adom ne asomafo adwuma+ sɛnea ɛbɛyɛ a aman nyinaa begye no adi na wɔayɛ osetie ama no+ na ama wɔahyɛ ne din anuonyam. 6 Saa aman no mu na mo nso, wɔafrɛ mo ama moabɛyɛ Yesu Kristo dea. 7 Merekyerɛw akɔma Onyankopɔn adɔfo a wɔwɔ Roma a wɔafrɛ wɔn abɛyɛ akronkronfo nyinaa:

Yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoe nka mo.

8 Nea edi kan koraa no, menam Yesu Kristo so da me Nyankopɔn ase wɔ mo nyinaa mo ho, efisɛ wɔka mo gyidi ho asɛm wɔ wiase baabiara. 9 Na Onyankopɔn a mede me honhom* som no a enti meka ne Ba no ho asɛmpa no, ɔno ne me dansefo sɛ mebɔ mo din daa wɔ me mpaebɔ mu a minnyae,+ 10 na mesrɛ daa sɛ, sɛ Onyankopɔn pɛ, na sɛ ɛbɛyɛ yiye nko ara de a, afei de, metumi aba mo nkyɛn. 11 Efisɛ me ho pere me sɛ mehu mo, na mama mo honhom mu akyɛde bi sɛnea ɛbɛyɛ a mo ase betim wɔ gyidi no mu;12 anaa me ne mo nyinaa, obiara de ne gyidi bɛhyɛ ne yɔnko nkuran.+

13 Nanso anuanom, mepɛ sɛ muhu sɛ mayɛ m’adwene mpɛn pii sɛ mɛba mo nkyɛn na mabenya aba bi wɔ mo mu sɛnea minyae wɔ aman a aka no mu no. Nanso wɔasiw me kwan abesi nnɛ. 14 Mede Greecefo ne ahɔho* ka, mede anyansafo ne wɔn a wonni nimdeɛ nyinaa ka;15 enti me ho pere me sɛ mɛka asɛmpa no akyerɛ mo a mowɔ Roma+ no nso. 16 Na m’ani nwu asɛmpa no ho;+ nokwarem no, ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔde gye obiara a ɔwɔ gyidi nkwa,+ Yudani na odi kan,+ na afei Greeceni adi hɔ.+ 17 Efisɛ wɔn a wɔwɔ gyidi no hu sɛ, Onyankopɔn nam asɛmpa no so yi ne trenee adi, na ɛno ma wɔn gyidi yɛ den,+ sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Ɔtreneeni de, gyidi na ɛbɛma wanya nkwa.”+

18 Na nnipa a wɔnam kwammɔne so siw nokware no kwan+ no, wɔreyi Onyankopɔn abufuw+ adi fi soro atia wɔn bɔne ne wɔn mmarato nyinaa, 19 efisɛ nea wobetumi ahu afa Onyankopɔn ho no, ɛda adi pefee wɔ wɔn mu; Onyankopɔn ma wohuu no pefee.+ 20 Efisɛ ne suban ahorow a nnipa ntumi nhu, a ɛno ne ne tumi a ɛwɔ hɔ daa+ ne Onyankopɔn ko a ɔyɛ*+ no, ada adi pefee fi bere a ɔbɔɔ wiase, na wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu,+ enti wonni anoyi biara. 21 Ɛwom sɛ wonim Onyankopɔn de, nanso wɔanhyɛ no anuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase nso. Mmom, wodwen adehunu ho, na wɔn koma a ennim nyansa no duruu sum.+ 22 Ɛwom, na wɔka sɛ wonim nyansa, nanso wɔbɛyɛɛ nkwaseafo, 23 na Onyankopɔn a ɔmporɔw no, wɔmaa n’anuonyam bɛyɛɛ sɛ onipa a ɔporɔw honi, ne nnomaa ne mmoa a wɔn nan yɛ anan ne awɔ ne nketew* a wɔporɔw nso ahoni.+

24 Esiane sɛ wɔpɛ sɛ wodi wɔn koma mu akɔnnɔ akyi nti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa ɔbra fĩ,* sɛnea ɛbɛyɛ a ebegu wɔn nipadua ho fĩ wɔ wɔn mu. 25 Wɔde Onyankopɔn ho nsɛm a ɛyɛ nokware no sesaa atoro, na wodii abɔde ni, na wɔsom abɔde sen sɛ anka wɔbɛsom Ɔbɔadeɛ no. Ɔno na ayeyi nka no daa daa. Amen. 26 Ɛno nti na Onyankopɔn gyaa wɔn maa nna ho akɔnnɔ a ɛyɛ aniwu,+ efisɛ wɔn mmea de nna mu nkitahodi a ɛyɛ ne kwan so no sesaa nea ɛnyɛ ne kwan so.+ 27 Saa ara na mmarima no nso gyaa wɔne mmea nna mu nkitahodi a ɛyɛ ne kwan so no. Wɔmaa wɔn yɔnko mmarima ho akɔnnɔ dɛwee wɔ wɔn mu,+ na mmarima ne mmarima yɛɛ aniwude.* Na asotwe* a ɛfata wɔn bɔne no, wonyaa ne nyinaa wɔ wɔn mu.+

28 Esiane sɛ wɔanhu sɛ ɛfata sɛ wogye Onyankopɔn tom* nti, Onyankopɔn nso gyaa wɔn maa adwene a ɛmfata sɛ wɔnyɛ nneɛma a ɛnsɛ.+ 29 Na nea ɛnteɛ nyinaa ayɛ wɔn ma;+ amumɔyɛ, adifudepɛ,*+ ne bɔne. Na ahoɔyaw adidi wɔn mu;+ efisɛ awudi,+ mansotwe, nnaadaa,+ ne adwemmɔne+ ayɛ wɔn ma; wotutu nsɛm gu nkurɔfo asom,* 30 wɔn ano yɛ yaw,+ wɔtan Onyankopɔn, wommu ade,* wɔyɛ ahantan, wɔhoahoa wɔn ho, wɔbɔ pɔw bɔne,* wontie wɔn awofo asɛm,+ 31 wonni ntease,+ wɔsɛe apam, wonni tema, na wɔn tirim yɛ den. 32 Ɛwom sɛ saa nkurɔfo yi nim Onyankopɔn atemmu* a ɛteɛ no yiye paa sɛ wɔn a wɔyɛ saa nneɛma no fata owu,+ nanso wɔkɔ so yɛ saa nneɛma no, na wɔn a wɔyɛ bi no nso, wogye wɔn tom.

2 Enti wo, onipa, sɛ woyɛ hena mpo,+ na sɛ wubu atɛn a, wunni anoyi biara. Sɛ wubu obi atɛn a, wubu wo ho fɔ, efisɛ wo nso, wokɔ so yɛ nneɛma koro no ara bi.+ 2 Yenim sɛ Onyankopɔn atemmu yɛ nokware, na ɛda hɔ ma wɔn a wɔkɔ so yɛ saa nneɛma no.

3 Na wo onipa, sɛ wubu wɔn a wɔkɔ so yɛ saa nneɛma no atɛn, na bere koro no ara woyɛ bi a, wugye di sɛ wubetumi aguan Onyankopɔn atemmu anaa? 4 Adɛn, wunnim sɛ Onyankopɔn ayamye nti, ɔpɛ sɛ ɔboa wo ma wunya adwensakra+ anaa? Ɛno nti na wubu n’ayamye,+ ne ntoboase,+ ne n’abotare+ bebrebe no animtiaa no anaa? 5 Nanso wo koma a ɛyɛ den na apirim no nti, woreboaboa abufuw ano aba wo so abufuw da no ne ɛda a Onyankopɔn beyi n’atemmu a ɛteɛ no adi no.+ 6 Na obetua obiara ka sɛnea ne nnwuma te:+ 7 Wɔn a wɔde animia yɛ nnwuma pa, a wɔnam so hwehwɛ anuonyam ne nidi ne nea ɛmporɔw+ no, ɔbɛma wɔn daa nkwa;8 nanso wɔn a wɔpɛ ntɔkwaw a wontie nokware no na wɔyɛ nneɛma bɔne no, asotwe ne abufuw bɛba wɔn so.+ 9 Obiara* a ɔyɛ adebɔne no, amanehunu ne ɔhaw bɛba no so; Yudani na odi kan, na afei Greeceni adi hɔ;10 nanso obiara a ɔyɛ adepa no, obenya anuonyam ne nidi ne asomdwoe; Yudani na odi kan,+ na afei Greeceni adi hɔ.+ 11 Efisɛ Onyankopɔn nyiyi nnipa mu.+

12 Na wɔn a wonni mmara a wɔyɛɛ bɔne no nyinaa, ɛwom sɛ wonni mmara de, nso wɔbɛsɛe wɔn;+ na wɔn a wɔhyɛ mmara ase a wɔyɛɛ bɔne no nyinaa, wɔde saa mmara no na ebebu wɔn atɛn.+ 13 Efisɛ wɔn a wotie mmara no, ɛnyɛ wɔn na wɔyɛ atreneefo wɔ Onyankopɔn ani so, na mmom wɔn a wodi mmara so no, wɔn na wobebu wɔn atreneefo.+ 14 Sɛ amanaman mufo a wonni mmara+ no fi awo mu yɛ nneɛma a ɛwɔ mmara no mu a, ɛwom, saa nnipa yi nni mmara de, nanso nea wɔyɛ no yɛ mmara ma wɔn ankasa. 15 Nea wɔn ankasa yɛ no kyerɛ sɛ, wɔakyerɛw nneɛma a ɛwɔ mmara no mu no wɔ wɔn komam. Na wɔn ahonim* nso di wɔn adanse, na wɔn ankasa nsusuwii bu wɔn fɔ anaa ebu wɔn bem. 16 Eyi bɛba wɔ da a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so bebu nneɛma a nnipa de asie ho atɛn,+ sɛnea asɛmpa a meka no te no.

17 Sɛ wɔfrɛ wo Yudani,+ na wode wo ho to mmara so, na wode Onyankopɔn hoahoa wo ho, 18 na wunim n’apɛde, na wugye nneɛma a ɛho hia paa* no tom esiane sɛ wɔde Mmara no akyerɛkyerɛ wo nti,+ 19 na wugye di sɛ wokyerɛ anifuraefo kwan, na woyɛ hann ma wɔn a wɔwɔ sum mu, 20 na wotete* wɔn a wonni adwene,* na wokyerɛkyerɛ mmofra nkumaa, na wote Mmara no mu nsɛntitiriw ase, na wunim nokwasɛm a ɛwɔ Mmara no mu a, 21 wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho?+ Wo a woka sɛ, “Mmɔ korɔn”+ no, wobɔ korɔn anaa? 22 Wo a woka sɛ, “Nsɛe aware”+ no, wosɛe aware anaa? Wo a wukyi abosom no, wuwia abosom dan mu nneɛma anaa? 23 Wo a wode mmara hoahoa wo ho no, woto Mmara no de bu Onyankopɔn animtiaa anaa? 24 Na “mo nti, wɔka Onyankopɔn din ho abususɛm wɔ amanaman no mu,” sɛnea wɔakyerɛw no.+

25 Nokwarem no, sɛ twetiatwa*+ so bɛba mfaso a, gye sɛ wudi mmara so.+ Nanso sɛ wubu mmara so a, na wo twetiatwa no abɛyɛ sɛ nea wuntwaa twetia. 26 Ne saa nti, sɛ obi a ontwaa twetia+ di nneɛma a ɛteɛ a Mmara no hwehwɛ no so a, wobebu no sɛ obi a watwa twetia, ɛnte saa?+ 27 Sɛ obi a ontwaa twetia wɔ honam mu di Mmara no so, na sɛ wo a woatwa twetia a wunim mmara a wɔakyerɛw no, wubu so a, obebu wo fɔ. 28 Yɛka Yudani ankasa a, ɛnyɛ ani so de,+ na yɛka twetiatwa nso a, ɛnyɛ ani so de anaa ɔhonam mu de.+ 29 Na mmom Yudani ne nea ɔte saa wɔ ne mu,+ na ne twetiatwa nso yɛ komam de+ a ɛnam honhom so, na ɛnyɛ mmara a wɔakyerɛw so.+ Saa nipa no ayeyi fi Onyankopɔn, na emfi nnipa.+

3 Ɛnde, sɛ obi yɛ Yudani a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Anaa mfaso bɛn na ɛwɔ twetiatwa* so? 2 Ɛso mfaso dɔɔso. Nea edi kan no, Yudafo na wɔde Onyankopɔn nsɛm kronkron no hyɛɛ wɔn nsa.+ 3 Enti asɛm no ne dɛn? Sɛ ebinom annya gyidi a, gyidi a wɔannya nti, ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn renni nokware anaa? 4 Daabida! Sɛ onipa biara bɛyɛ ɔtorofo+ mpo a, Onyankopɔn de, ɔyɛ ɔnokwafo,+ sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Sɛnea ɛbɛyɛ a wubedi bem wɔ wo kasa mu, na sɛ wobu wo atɛn a, woadi nkonim.”+ 5 Sɛ nneɛma a ɛnteɛ a yɛyɛ ma Onyankopɔn trenee da adi a, dɛn na yɛbɛka? Sɛ Onyankopɔn yi n’abufuw adi a, ɛkyerɛ sɛ ɔnteɛ anaa? (Merekasa sɛnea nnipa kasa.)6 Daabida! Anyɛ saa a, anka ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn abu wiase atɛn?+

7 Na sɛ midi atoro, na ɛma Onyankopɔn nokware da adi yiye ma ɛhyɛ no anuonyam a, ɛnde adɛn nti na Onyankopɔn rebu me atɛn sɛ ɔbɔnefo? 8 Ɛnde nsɛm a nnipa bi twa atoro to yɛn so sɛ yɛka no, momma yɛnka bi ɛ! Wose yɛka sɛ: “Momma yɛnyɛ nneɛma bɔne, na nneɛma pa aba.” Atɛn a wobu nnipa a wɔte saa no teɛ.+

9 Ɛnde dɛn na yɛbɛka? Yɛkyɛn afoforo anaa? Ɛnte saa koraa! Efisɛ yɛadi kan aka sɛ, Yudafo ne Greecefo nyinaa hyɛ bɔne ase;+ 10 sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Ɔtreneeni biara nni hɔ, ɔbaako mpo nni hɔ;+ 11 obiara nni hɔ a ɔwɔ nhumu biara; obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn. 12 Nnipa nyinaa afom kwan,* wɔn nyinaa adan ade a mfaso biara nni so; obiara nni hɔ a ɔda ayamye adi, ɔbaako pɛ mpo nni hɔ.”+ 13 “Wɔn menewa yɛ ɔdamoa a ɛso abue; wɔde wɔn tɛkrɛma keka nnaadaasɛm.”+ “Awɔ* bɔre wɔ wɔn anom.”+ 14 “Nnome ne nsɛm a ɛyɛ yaw* ayɛ wɔn anom ma.”+ 15 “Wɔn nan tu mmirika kohwie mogya gu.”+ 16 “Ɔsɛe ne ahoyeraw wɔ wɔn akwan so, 17 na wonnim asomdwoe kwan.”+ 18 “Onyankopɔn ho suro nni wɔn ani so.”+

19 Yenim sɛ biribiara a Mmara no ka no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔhyɛ Mmara no ase, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma obiara aka n’ano atom, na wiase nyinaa abɛyɛ wɔn a wɔfata Onyankopɔn asotwe.+ 20 Enti ɔremfa mmara nnwuma so mmu obiara* bem wɔ n’anim,+ efisɛ mmara na ɛma yehu bɔne yiye.+

21 Nanso seesei sɛ obi anni Mmara no so mpo a, Onyankopɔn betumi abu no ɔtreneeni,+ sɛnea Mmara no ne Adiyifo no di ho adanse no.+ 22 Yiw, wɔn a wɔwɔ gyidi nyinaa, esiane sɛ wɔwɔ Yesu Kristo mu gyidi nti, wobetumi abɛyɛ atreneefo wɔ Onyankopɔn anim. Efisɛ nsonsonoe biara nna wɔn ntam.+ 23 Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na wontumi nna Onyankopɔn anuonyam adi,+ 24 na ɛyɛ akyɛde ara kwa+ sɛ Onyankopɔn adom nti,+ ɔnam agyede a Kristo Yesu tuae no so abu wɔn bem.+ 25 Onyankopɔn de no mae sɛ afɔre, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya ne mogya mu gyidi+ na ama asomdwoe aba* yɛne Onyankopɔn ntam.+ Onyankopɔn yɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛda ɔno ara ne trenee adi, efisɛ n’abotare nti, ɔde bɔne a wɔyɛe tete no kyɛe. 26 Ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛda ɔno ara ne trenee adi+ wɔ saa bere yi mu, na ama wayɛ ɔtreneeni bere a obu onipa a ɔwɔ Yesu mu gyidi bem no.+

27 Ɛnde ahohoahoa no wɔ he? Wɔayi afi hɔ. Mmara bɛn na wɔnam so yi fii hɔ? Nnwuma mmara+ anaa? Daabida, na mmom ɛnam gyidi mmara so. 28 Yehu sɛ wɔnam gyidi so na ebu onipa bem, na ɛnyɛ nnwuma a mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ so.+ 29 Adɛn, ɔyɛ Yudafo nko ara Nyankopɔn?+ Ɔnyɛ amanaman mufo nso Nyankopɔn anaa?+ Yiw, ɔyɛ amanaman mufo nso Nyankopɔn.+ 30 Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ baako+ nti, obegyina gyidi so abu nnipa a wɔatwa twetia bem,+ na wɔn a wontwaa twetia no nso, obegyina wɔn gyidi so abu wɔn bem.+ 31 Ɛnde yɛn gyidi nti, yetu mmara gu anaa? Ɛnte saa koraa! Mmom, yɛma mmara gyina.+

4 Sɛ saa na ɛte a, ɛnde dɛn na yɛbɛka sɛ yɛn honam fam agya Abraham nyae? 2 Sɛ nnwuma a Abraham yɛe nti na wobuu no ɔtreneeni* a, anka obenya nea ɔde bɛhoahoa ne ho, nanso ɛnyɛ Onyankopɔn anim. 3 Na dɛn na kyerɛwsɛm no ka? Ɛka sɛ: “Abraham gyee Yehowa* dii, na wobuu no sɛ ɔyɛ ɔtreneeni.”+ 4 Onipa a ɔyɛ adwuma no, sɛ wotua no ka a, wommu no sɛ ɛyɛ adom, mmom wobu no sɛ wɔde no ka, ɛnna wɔatua. 5 Nanso sɛ onipa bi nyɛ adwuma, na sɛ ogye Nea obu ɔbɔnefo bem* no di a, ne gyidi no nti, wobu no ɔtreneeni.*+ 6 Dawid nso kae sɛ, sɛ Onyankopɔn bu onipa bi sɛ ɔyɛ ɔtreneeni na ennyina ne nnwuma so a, saa onipa no ani gye. Nea ɔkae ni:7 “Anigye ne wɔn a wɔde wɔn mmarato akyɛ wɔn na wɔakata wɔn bɔne so;* 8 anigye ne onipa a Yehowa* remmu ne bɔne ho akontaa da.”+

9 Saa anigye yi, wɔn a wɔatwa twetia* nko ara na enya anaa wɔn a wontwaa twetia nso ka ho?+ Efisɛ yɛka sɛ: “Abraham gyidi nti, wobuu no sɛ ɔyɛ ɔtreneeni.”+ 10 Bere bɛn na wobuu no sɛ ɔyɛ ɔtreneeni? Ɛyɛ bere a na watwa twetia anaa bere a na ontwaa twetia? Ɛnyɛ bere a na watwa twetia, na mmom bere a na onnya ntwaa twetia. 11 Na onyaa sɛnkyerɛnne+ a ɛne twetiatwa. Wɔde maa no sɛ ahyɛnsode,* de kyerɛe sɛ, ne gyidi nti, bere a onnya ntwaa twetia no, wobuu no sɛ ɔyɛ ɔtreneeni, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ wɔn a wɔwɔ gyidi a wontwaa twetia no nyinaa agya,+ na wɔabu wɔn sɛ atreneefo;12 afei nso, na ɛbɛma wabɛyɛ wɔn a wɔatwa twetia no agya, ɛnyɛ wɔn a wɔbata twetiatwa ho no nko ara, na mmom wɔn a wodii yɛn agya Abraham+ anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ bere a na ontwaa twetia no nso.

13 Ɛnyɛ mmara na Abraham anaa n’asefo* nam so nyaa bɔhyɛ sɛ obenya wiase bi sɛ agyapade,+ mmom gyidi a onyae a ɛma wobuu no treneeni ntia.+ 14 Na sɛ wɔn a wɔbata mmara ho no na wobedi ade a, ɛnde na gyidi abɛyɛ biribi a mfaso nni so, na na bɔhyɛ no ayɛ bɔhyɛ hunu. 15 Nea ɛwom ne sɛ, Mmara no de abufuw ba,+ nanso baabi a mmara nni no, mmarato biara nso nni hɔ.+

16 Ɛno nti na ɛnam gyidi so no, sɛnea ɛbɛyɛ a ebegyina adom so,+ na ama bɔhyɛ no atim ama n’asefo*+ nyinaa, ɛnyɛ wɔn a wɔbata Mmara no ho nko ara, na mmom wɔn a wɔbata Abraham gyidi ho nso. Ɔyɛ yɛn nyinaa agya.+ 17 (Ɛte sɛ nea wɔakyerɛw yi: “Mayi wo de wo ayɛ aman bebree agya.”)+ Eyi sii wɔ Onyankopɔn a onyaa ne mu gyidi no anim. Ɔno ne Onyankopɔn a onyan awufo, a ɔfrɛ nneɛma a ɛmmae sɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ no.* 18 Ɛwom sɛ na onni nea obegyina so anya anidaso, nanso onyaa anidaso gye dii sɛ ɔbɛyɛ aman bebree agya, sɛnea na wɔaka ato hɔ sɛ, “Saa na w’asefo* bɛyɛ,”+ no. 19 Na ɛwom sɛ ne gyidi anyɛ mmerɛw de, nanso osusuw ɔno ara ne nipadua a na awu no ho, (efisɛ na wadi bɛyɛ mfe 100)+ ɛne Sara yafunu a na awu*+ no nso ho. 20 Nanso Onyankopɔn bɔhyɛ nti, ne gyidi anhinhim na wannye akyinnye. Na mmom ne gyidi ma onyaa ahoɔden, na ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, 21 na ogye dii paa sɛ nea Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no, Obetumi ayɛ nso.+ 22 Ɛno nti, “wobuu no sɛ ɔyɛ ɔtreneeni.”+

23 Nanso asɛm a ɛne “wobuu no sɛ ɔyɛ ɔtreneeni” no, ɛnyɛ ɔno nko ara nti na wɔkyerɛwee.+ 24 Mmom wɔkyerɛw maa yɛn nso. Yɛn nso wobebu yɛn sɛ atreneefo, efisɛ yegye Nea onyan yɛn Awurade Yesu fii awufo mu no di.+ 25 Yɛn mfomso nti na woyii no mae,+ na wonyan no sɛnea ɛbɛyɛ a wobebu yɛn atreneefo.+

5 Enti, seesei a gyidi nti wɔabu yɛn sɛ yɛyɛ atreneefo+ yi, momma yɛmfa yɛn Awurade Yesu Kristo so na yɛne Onyankopɔn ntena asomdwoe mu.*+ 2 Yesu mu gyidi nti, yɛasan anya kwan abɛn Onyankopɔn, na yɛanya saa adom yi. Saa adom no na yɛwɔ mu* seesei.+ Na anidaso a yɛwɔ sɛ yebenya Onyankopɔn anuonyam nti, momma yenni ahurusi.* 3 Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom sɛ yɛwɔ amanehunu mu+ a, momma yenni ahurusi,* efisɛ yenim sɛ amanehunu de animia ba;+ 4 animia nso de Onyankopɔn mpeneso ba;+ Onyankopɔn mpeneso nso de anidaso ba,+ 5 na anidaso no nni huammɔ;+ efisɛ wɔnam honhom kronkron a wɔde ama yɛn+ no so ahwie Onyankopɔn dɔ agu yɛn koma mu.

6 Nokwarem no, bere a yɛda so yɛ mmerɛw no,+ Kristo wu maa nnipa abɔnefo wɔ bere a na wɔahyɛ no mu. 7 Ɛbɛyɛ den sɛ obi bewu ama onipa trenee; na onipa pa de, ebia obi besi ne bo sɛ obewu ama no. 8 Nanso Onyankopɔn ama yɛahu sɛ ɔdɔ yɛn, efisɛ bere a yɛda so yɛ abɔnefo no, Kristo wu maa yɛn.+ 9 Ɛnde seesei a wɔnam ne mogya so abu yɛn atreneefo+ no, sɛnea ɛte biara, wɔnam no so begye yɛn afi abufuw mu.+ 10 Na sɛ bere a na yɛyɛ atamfo no, wɔnam ne Ba no wu so siesiee yɛne Onyankopɔn ntam+ a, ɛnde afei a wɔasiesie yɛne no ntam yi, wɔnam ne nkwa so begye yɛn aboro so. 11 Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom yɛn Awurade Yesu Kristo a seesei yɛnam no so asiesie yɛne Onyankopɔn ntam no nti, yɛredi Onyankopɔn mu ahurusi nso.+

12 Ɛno nti, ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae,+ na ɛmaa owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.+ 13 Ná bɔne wɔ wiase ansa na Mmara no reba, nanso sɛ mmara nni hɔ a, wommu obiara fɔ wɔ bɔne ho.+ 14 Ne nyinaa mu no, owu dii hene fii Adam so besii Mose so, na wɔn a wɔanyɛ bɔne sɛnea Adam yɛɛ bɔne no mpo, edii wɔn so hene. Ná Adam te sɛ nea ɔbɛba no.+

15 Nanso akyɛde no nte sɛ mfomso no. Efisɛ onipa baako mfomso nti, nnipa bebree wui, nanso Onyankopɔn adom ne n’akyɛde a ɔnam onipa baako, Yesu Kristo adom so+ de ama no de, aboro so* ama nnipa bebree!+ 16 Bio nso, nea efi akyɛde no mu bae ne nea efi bɔne a onipa baako no yɛe mu bae no nyɛ pɛ.+ Efisɛ mfomso baako ma wobuu nnipa bebree fɔ,+ nanso akyɛde a edii mfomso pii akyi bae no ma wobuu nnipa bebree atreneefo.+ 17 Na sɛ onipa baako no mfomso nti, owu nam saa onipa no so dii hene+ a, ɛnde nea ɛsen saa no, wɔn a wonya adom ne trenee akyɛde+ boro so no nam ɔbaakofo, Yesu Kristo+ so bedi hene+ wɔ nkwa mu.

18 Enti afei, sɛnea mfomso baako de afobu baa nnipa ahorow nyinaa so+ no, saa ara na adetrenee baako ma wobu nnipa ahorow nyinaa+ atreneefo ma nkwa.+ 19 Na sɛnea onipa baako no asoɔden maa nnipa bebree bɛyɛɛ abɔnefo+ no, saa ara na ɔbaakofo no setie bɛma nnipa bebree ayɛ atreneefo.+ 20 Na Mmara no bae sɛnea ɛbɛyɛ a mfomso bɛdɔɔso.+ Nanso bere a bɔne dɔɔso no, adom dɔɔso boroo so. 21 Adɛn nti na ɛbaa saa? Ɛbaa saa, na sɛnea bɔne ne owu dii hene+ no, adom nso nam trenee so adi hene, na ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so akowie daa nkwa mu.+

6 Enti dɛn na yɛnka? Yɛntena bɔne mu, na adom adɔɔso anaa? 2 Daabida! Sɛ yɛawu ama bɔne+ a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛakɔ so atena bɔne mu?+ 3 Anaa munnim sɛ yɛn a wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ Kristo Yesu mu+ no nyinaa, wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ ne wu mu?+ 4 Esiane sɛ wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ ne wu mu nti, wɔnam so siee yɛne no,+ na sɛnea Agya no nam n’anuonyam so nyan Kristo fii awufo mu no, yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛnantew asetena foforo mu.+ 5 Sɛ yɛne no ayɛ baako wɔ ɔkwan a ɔfaa so wui mu+ a, ɛnde ɔkwan biara so, yɛne no bɛyɛ baako wɔ ɔkwan a ɔfaa so nyanee mu nso.+ 6 Na yenim sɛ wɔde yɛn suban dedaw no kaa ne ho bɔɔ asɛndua mu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nipadua a bɔne wɔ ho no rentumi nyɛ hwee,+ na yɛankɔ so anyɛ bɔne nkoa bio.+ 7 Efisɛ nea wawu no, wɔde ne bɔne akyɛ no.*

8 Afei nso, sɛ yɛne Kristo awu a, yegye di sɛ yɛne no bɛtena ase nso. 9 Na yenim sɛ seesei a wɔanyan Kristo afi awufo mu+ no, ɔrenwu bio;+ owu nni ne so tumi bio. 10 Na wu a owui no, owu de yii bɔne fii hɔ prɛko;+ nanso te a ɔte ase no de, ɔte ase ma Onyankopɔn. 11 Saa ara na mo nso, mummu mo ho sɛ moawu ama bɔne, na monam Kristo Yesu so te ase ma Onyankopɔn.+

12 Enti mommma bɔne nnkɔ so nnni hene wɔ mo nipadua a etumi wu no so,+ na amma moantie n’akɔnnɔ. 13 Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mode mo nipadua* ma bɔne sɛ amumɔyɛ akode, na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wɔanyan afi awufo mu, na momfa mo nipadua* mma Onyankopɔn sɛ trenee akode.+ 14 Na ɛnsɛ sɛ bɔne nya mo so tumi, efisɛ monhyɛ mmara ase,+ na mmom mowɔ adom ase.+

15 Enti dɛn na yɛreka? Esiane sɛ yɛnhyɛ mmara ase na mmom yɛwɔ adom ase+ nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ bɔne anaa? Daabida! 16 Munnim sɛ obiara a mode mo ho ma no sɛ nkoa na mutie no no, tie a mutie no nti, moyɛ ne nkoa+ anaa? Mubetumi ayɛ nkoa ama bɔne+ a ɛbɛkɔ akowie owu mu,+ anaa mubetumi ayɛ nkoa ama osetie a ɛbɛkɔ akowie trenee mu. 17 Nanso aseda nka Onyankopɔn, efisɛ na moyɛ bɔne nkoa, nanso afei de, mufi koma mu ayɛ osetie ama nkyerɛkyerɛ nhwɛso a wɔde mo hyɛɛ ase no. 18 Yiw, esiane sɛ wɔama moade* mo ho afi bɔne ho+ nti, moabɛyɛ nkoa ama trenee.+ 19 Me ne mo rekasa sɛnea nnipa kasa, efisɛ mo honam yɛ mmerɛw; na sɛnea mode mo akwaa yɛɛ nkoa maa efĩ ne mmarato ma ekowiee mmarato mu no, saa ara na afei momfa mo akwaa nyɛ nkoa mma trenee mma enkowie ahotew mu.+ 20 Efisɛ bere a na moyɛ bɔne nkoa no, na moade* mo ho afi trenee ho.

21 Saa bere no, aba bɛn na na mosow? Ɛyɛ nneɛma a seesei ɛyɛ mo aniwu. Saa nneɛma no awiei yɛ owu.+ 22 Nanso seesei a wɔama moade* mo ho afi bɔne ho abɛyɛ Onyankopɔn nkoa yi, moresow aba a ɛyɛ kronkron,*+ na n’awiei yɛ daa nkwa.+ 23 Efisɛ bɔne akatua ne owu,+ na akyɛde a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa+ a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu+ so.

7 Anuanom, enti munnim sɛ bere a onipa te ase no, Mmara no di no so anaa? (Efisɛ merekasa akyerɛ wɔn a wonim mmara.)2 Ɔbea warefo sɛɛ, sɛ ne kunu te ase a, mmara akyekyere no afam ne kunu no ho. Nanso sɛ ne kunu no wu a, wɔasan no afi ne kunu no mmara ho.+ 3 Ne saa nti, bere a ne kunu te ase no, sɛ ɔkɔyɛ ɔbarima foforo dea* a, wɔbɛfrɛ no ɔwaresɛefo.+ Nanso sɛ ne kunu wu a, ɔnhyɛ ne mmara ase bio. Enti sɛ ɔkɔyɛ ɔbarima foforo dea* a, ɔnyɛ ɔwaresɛefo.+

4 Ɛno nti, me nuanom, mo nso, wɔnam Kristo nipadua so akum mo ama Mmara no, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ obi foforo dea.+ Ɔno na wonyan no fii awufo mu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛsow aba ama Onyankopɔn.+ 5 Na bere a na yɛyɛ nea ɔhonam pɛ no, akɔnnɔ bɔne a Mmara no nyan no no yɛɛ adwuma wɔ yɛn nipadua* mu, na ɛma yɛsow aba a ɛkɔ owu mu.+ 6 Nanso afei de, wɔasan yɛn afi Mmara no ho,+ efisɛ yɛawu ama nea na akyekyere yɛn no, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛfa honhom no so ayɛ nkoa wɔ ɔkwan foforo so,+ na ɛnyɛ ɔkwan dedaw a egyina mmara a wɔakyerɛw no so.+

7 Enti dɛn na yɛnka? Mmara no yɛ bɔne anaa? Daabida! Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ Mmara no a, anka minnim bɔne.+ Ɛho nhwɛso ni: Sɛ ɛnyɛ Mmara no na ɛkae sɛ, “Mma w’ani mmmere ade”+ a, anka minnim anibere. 8 Nanso mmara no nti, bɔne nyaa kwan maa anibere nyinaa bi kɔɔ so wɔ me mu, efisɛ sɛ mmara nni hɔ a, na bɔne awu.+ 9 Nokwarem no, bere bi a na mmara nni hɔ no, na mete ase. Nanso bere a mmara no bae no, bɔne baa nkwa mu bio, na me de, miwui.+ 10 Na mmara a ɛsɛ sɛ ɛde me kɔ nkwa mu+ no, mibehui sɛ ɛde me kɔ owu mu mmom. 11 Na mmara no nti, bɔne nyaa kwan daadaa me, na ɛnam so kum me. 12 Enti Mmara no ankasa de, ɛyɛ kronkron, na mmara asɛm no yɛ kronkron, ɛteɛ, na ɛyɛ papa.+

13 Ɛnde, adepa de me kɔɔ owu mu anaa? Daabida! Bɔne mmom na ɛyɛɛ saa, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛda adi sɛ bɔne na ɛnam adepa so de owu baa me so,+ na ama bɔne afa mmara asɛm no so ada ne ho adi sɛ bɔne yɛ amumɔyɛ kɛse paa.+ 14 Na yenim sɛ Mmara no yɛ honhom mu ade, nanso me de, meyɛ ɔhonam a wɔatɔn me ahyɛ bɔne ase.+ 15 Na nea meyɛ no, mente ase. Efisɛ nea mepɛ no, ɛnyɛ ɛno na meyɛ, na mmom nea mikyi na meyɛ. 16 Sɛ nea mempɛ na meyɛ a, ɛnde migye tom sɛ Mmara no ye. 17 Nanso nokwasɛm ne sɛ, seesei ɛnyɛ me ara na meyɛ saa nneɛma no, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.+ 18 Na minim sɛ me mu, kyerɛ sɛ, me honam mu de, biribi pa biara nte mu; efisɛ mepɛ sɛ meyɛ adepa, nanso minni tumi a mede bɛyɛ.+ 19 Na adepa a mepɛ sɛ meyɛ no, menyɛ, na bɔne a mempɛ no, ɛno mmom na meyɛ. 20 Na sɛ nea mempɛ sɛ mɛyɛ na meyɛ a, ɛnde na ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.

21 Enti mihu mmara yi wɔ me ho. Ɛne sɛ: Sɛ mepɛ sɛ meyɛ nea eye a, nea enye na ɛwɔ me mu.+ 22 Me mu de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho yiye,+ 23 nanso mihu mmara foforo bi wɔ me nipadua* mu. Saa mmara no ne mmara a ɛwɔ m’adwene mu no ko,+ na ɛde me yɛ akoa ma bɔne mmara+ a ɛwɔ me nipadua* mu no. 24 M’asɛm yɛ mmɔbɔ! Nipadua a ɛde me rekɔ saa owu yi mu no, hena na obegye me afi ne nsam? 25 Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn! Afei me ara mede m’adwene ayɛ akoa ama Onyankopɔn mmara, na mede me honam ayɛ akoa ama bɔne mmara.+

8 Enti wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu no nni fɔ. 2 Efisɛ honhom no mmara a ɛnam Kristo Yesu so ma nkwa no, ama moade* mo ho+ afi bɔne ne owu mmara ho. 3 Na esiane sɛ ɔhonam maa Mmara no yɛɛ mmerɛw+ nti, nea Mmara no antumi anyɛ+ no, Onyankopɔn yɛe. Nea ɔyɛe ne sɛ, bɔne nti, ɔsomaa ɔno ara ne Ba+ bae, te sɛ nnipa* a bɔne wɔ yɛn ho,+ na ɔde buu bɔne fɔ wɔ ɔhonam mu, 4 sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma a ɛteɛ a Mmara no hwehwɛ no bɛba mu wɔ yɛn so,+ yɛn a yɛnnantew ɔhonam mu, na mmom yɛnantew honhom mu+ no. 5 Na wɔn a wɔnam ɔhonam mu no de wɔn adwene si ɔhonam mu nneɛma so,+ na wɔn a wɔnam honhom mu no de wɔn adwene si honhom mu nneɛma so.+ 6 Na adwene a esi ɔhonam nneɛma so kowie owu mu,+ na adwene a esi honhom nneɛma so kowie nkwa ne asomdwoe mu;+ 7 efisɛ adwene a esi ɔhonam nneɛma so no yɛ ɔtan a wɔtan Onyankopɔn,+ na ɛnhyɛ Onyankopɔn mmara ase, na ɛrentumi nyɛ saa mpo. 8 Enti wɔn a wɔwɔ ɔhonam mu no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani.

9 Nanso, sɛ Onyankopɔn honhom te mo mu ampa a, ɛnde na munni ɔhonam mu, na mmom mowɔ honhom mu.+ Na sɛ obi nni Kristo honhom a, saa onipa no nyɛ ne dea. 10 Nanso sɛ Kristo wɔ mo mu+ a, bɔne nti, nipadua no awu, na trenee nti, honhom no wɔ nkwa. 11 Enti afei, sɛ nea onyan Yesu fii awufo mu+ no honhom te mo mu a, nea onyan Kristo Yesu fii awufo mu no nam ne honhom a ɛte mo mu no so bɛma mo nipadua a etumi wu no nso anya nkwa.+

12 Enti afei, anuanom, yɛde ka, nanso ɛnyɛ ɔhonam na yɛde no ka. Enti ɛnsɛ sɛ yɛtena ase ɔhonam mu;+ 13 efisɛ sɛ motena ase ɔhonam mu a, sɛnea ɛte biara, mubewu; nanso sɛ mode honhom no kum nipadua no nneyɛe a,+ mobɛtena ase.+ 14 Na wɔn a Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan no nyinaa yɛ Onyankopɔn mma ampa.+ 15 Na honhom a munyae no, ɛnyɛ honhom a ɛma moyɛ nkoa anaa ɛma musuro bio, na mmom munyaa honhom a egye yɛn yɛ mma, na saa honhom no ma yɛteɛm sɛ: “Abba,* Agya!”+ 16 Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanse+ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.+ 17 Na sɛ yɛyɛ mma a, ɛnde na yedi ade nso. Ampa, yebenya agyapade afi Onyankopɔn hɔ, na yɛne Kristo bɛbom adi ade,+ nanso gye sɛ yɛne no hu amane+ ansa na wɔahyɛ yɛne no anuonyam.+

18 Na mihu sɛ, sɛ yɛde amanehunu a yɛrefa mu seesei no toto anuonyam a wɔrebeyi no adi wɔ yɛn mu no ho a, amanehunu no nnu baabiara.+ 19 Na abɔde no rehwɛ kwan paa sɛ wɔbɛda Onyankopɔn mma no adi.+ 20 Na wɔde abɔde no ahyɛ adehunu ase.+ Ɛnyɛ n’ankasa ne pɛ nti na ɔhyɛ ase, na mmom nea ɔde no hyɛɛ ase no pɛ ntia. Ɔyɛɛ saa anidaso mu, 21 a ɛne sɛ abɔde no ankasa nso benya ahofadi+ afi ɔporɔw a ɛde no ayɛ akoa no mu, na ebenya anuonyam ahofadi a ɛwɔ hɔ ma Onyankopɔn mma no. 22 Na yenim sɛ abɔde nyinaa abom repenepene, na wɔahu amane abesi nnɛ. 23 Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom yɛn ankasa a yɛwɔ aba a edi kan a ɛne honhom no nso, nea ɛwom ne sɛ, yesũ di awerɛhow* wɔ yɛn mu,+ bere a yɛretwɛn denneennen sɛ wobegye yɛn ayɛ mma,+ na yɛretwɛn sɛ wɔnam agyede so begye yɛn afi yɛn nipadua mu no. 24 Na anidaso yi mu na wogyee yɛn nkwa. Nanso anidaso a wohu de, ɛnyɛ anidaso. Na sɛ obi hu biribi a, ɛyɛ dɛn na ɔsan de n’ani to so? 25 Nanso sɛ yɛn ani da nea yenhu so+ a, yɛkɔ so ara de animia twɛn denneennen.+

26 Saa ara na honhom no nso di boa yɛn wɔ yɛn mmerɛwyɛ mu.+ Asɛm no ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae, nso yennim nea ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae. Nanso sɛ yesũ di awerɛhow* wɔ yɛn mu mpo a, honhom no ara srɛ ma yɛn. 27 Na nea ɔhwehwɛ koma mu+ no te honhom no ase, efisɛ ɛsrɛ ma akronkronfo no sɛnea Onyankopɔn pɛ.

28 Yenim sɛ Onyankopɔn ma ne nnwuma nyinaa bom di boa wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn, wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛnea n’atirimpɔw te no;+ 29 efisɛ wɔn a odii kan gyee wɔn toom no, ɔhyɛ too hɔ nso sɛ wɔbɛyɛ te sɛ ne Ba no,*+ sɛnea ɛbɛyɛ a ne Ba no bɛyɛ abakan+ wɔ anuanom pii mu.+ 30 Bio nso, wɔn a na wapaw wɔn* no,+ wɔn nso na ɔfrɛɛ wɔn;+ na wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wɔn nso na obuu wɔn atreneefo.+ Ne korakora no, wɔn a obuu wɔn atreneefo no, wɔn nso na ɔhyɛɛ wɔn anuonyam.+

31 Ɛnde dɛn na yɛbɛka wɔ eyinom ho? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na obetumi ne yɛn adi asi?+ 32 Wamfa ɔno ara ne Ba mpo ankame yɛn, na mmom yɛn nyinaa nti, ɔde no mae.+ Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na ɔrenyɛ yɛn adom mfa nneɛma foforo nyinaa nso nka ne Ba no ho mma yɛn? 33 Hena na obetumi abɔ wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no sobo?+ Onyankopɔn ne Nea obu wɔn atreneefo.+ 34 Hena na obetumi abu wɔn fɔ? Kristo Yesu ne nea owui no, na nea ɛsen saa no, ɔno ne nea wɔanyan no no. Ɔte Onyankopɔn nsa nifa,+ na ɔsrɛ ma yɛn nso.+

35 Ɛdɛn na ebetumi atew yɛn afi Kristo dɔ ho?+ Amanehunu anaa ahoyeraw anaa ɔtan* anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa asiane anaa sekan?+ 36 Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Wo nti, wokum yɛn daa nyinaa; wobu yɛn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn.”+ 37 Nanso, eyinom nyinaa mu no, yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim korakora.+ 38 Na migye di yiye sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa aban anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi+ 39 anaa nea ɛwɔ soro anaa nea ɛwɔ fam anaa abɔde foforo biara rentumi ntew yɛn mfi Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no ho.

9 Mereka nokware wɔ Kristo mu; ɛnyɛ atoro na meredi, efisɛ m’ahonim* di me adanse wɔ honhom kronkron mu 2 sɛ, midi awerɛhow kɛse, na ɛyaw a ennyae da wɔ me koma mu. 3 Me yam a, anka wɔatew me afi Kristo ho sɛ nea wɔadome no, na wɔde me asi me nuanom ananmu, me honam fam abusuafo 4 a wɔyɛ Israelfo no. Wɔn na wɔagye wɔn ayɛ mma,+ na wɔn na anuonyam ne apam ahorow+ ne Mmara a wɔde mae+ ne ɔsom kronn+ ne bɔhyɛ ahorow+ no yɛ wɔn dea. 5 Wɔn na wɔyɛ agyanom no asefo,*+ na wɔn mu na Kristo fi bae wɔ ɔhonam mu.+ Onyankopɔn a odi ade nyinaa so no, ɔno na ayeyi nka no daa daa. Amen.

6 Nanso, ɛnyɛ sɛ ebia Onyankopɔn asɛm no amma mu. Efisɛ ɛnyɛ wɔn a wofi Israel mu nyinaa na wɔyɛ “Israelfo” ankasa.+ 7 Afei nso, ɛnyɛ sɛ wɔyɛ Abraham asefo* nti wɔn nyinaa yɛ mma.+ Na mmom, “Nea wɔbɛfrɛ no w’aseni* no nam Isak so na ɔbɛba.”+ 8 Kyerɛ sɛ, ɔhonam mma no nyɛ Onyankopɔn mma ankasa,+ na mmom bɔhyɛ mma+ no na wobu wɔn sɛ asefo.* 9 Efisɛ bɔhyɛ no kae sɛ: “Afe sesɛɛ, bere a mɛsan aba saa bere yi no, na Sara awo ɔbabarima.”+ 10 Nanso ɛnyɛ saa bere no nko, na mmom bere a Rebeka ne onipa baako no, yɛn nana Isak, nyinsɛn ntaafo no nso.+ 11 Bere a wonnya nwoo wɔn, na wonnya nyɛɛ papa anaa bɔne biara no, Onyankopɔn kyerɛe sɛ, nea wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ no, ennyina nnwuma so, na mmom egyina nea Obeyi no na wafrɛ no no so. 12 Enti wɔka kyerɛɛ Rebeka sɛ: “Ɔpanyin no bɛyɛ akumaa no akoa.”+ 13 Sɛnea wɔakyerɛw no: “Medɔɔ Yakob, na Esau de, metan no.”+

14 Ɛnde dɛn na yɛbɛka? Onyankopɔn nteɛ anaa? Daabida!+ 15 Efisɛ ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Nea mepɛ sɛ mihu no mmɔbɔ no, ɔno na mehu no mmɔbɔ, na nea mepɛ sɛ me yam hyehye me ma no no, ɔno na me yam bɛhyehye me ama no.”+ 16 Enti ennyina nea obi pɛ anaa ne mmɔdenbɔ so,* na mmom egyina Onyankopɔn a ɔwɔ ahummɔbɔ no so.+ 17 Efisɛ Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Nea enti a mama woda so te ase ni: mepɛ sɛ mefa wo so da me tumi adi, na mema nkurɔfo bɔ me din asaase nyinaa so.”+ 18 Enti nea ɔpɛ na ohu no mmɔbɔ, na nea ɔpɛ nso na ɔma osen ne kɔn.+

19 Ne saa nti, wobɛka akyerɛ me sɛ: “Adɛn nti na ɔda so nya nnipa ho mfomso? Na hena na obesiw n’apɛde kwan?” 20 Wo onipa, hena ne wo a wo ne Onyankopɔn yiyi nsɛm ano?+ Anwenne bebisa ne nwemfo sɛ: “Adɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ?”+ 21 Adɛn? Ɔnwemfo nni dɔte so tumi+ sɛ ɔde dɔtetɔw* koro no ara bɛnwene kuku baako a ɛho wɔ nyam, na wanwene foforo nso a ɛho nni nyam anaa? 22 Enti sɛ Onyankopɔn a ɔpɛ sɛ oyi n’abufuw adi na ɔma wohu ne tumi no nyaa abufuw anwenne a wɔasiesie ama ɔsɛe no ho abotare pii a, dɛn na yɛwɔ ka wɔ ho? 23 Na sɛ ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛda n’anuonyam kɛse adi akyerɛ mmɔborɔhunu anwenne+ a wadi kan asiesie sɛ ɔbɛhyɛ wɔn anuonyam, 24 kyerɛ sɛ, yɛn a ɔfrɛɛ yɛn fii Yudafo ne amanaman mu no+ a, ɛno nso dɛn na yɛwɔ ka? 25 Ɛte sɛ nea waka wɔ Hosea nhoma no nso mu no: “Wɔn a wɔnyɛ me man no,+ mɛfrɛ wɔn ‘me man,’ na nea na mennɔ no no nso, mɛfrɛ no ‘ɔdɔfo’;+ 26 na baabi a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɛnyɛ me man ne mo’ no, ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn ‘Onyankopɔn teasefo no mma.’”+

27 Bio nso, Yesaia kaa Israel ho asɛm sɛ: “Sɛ Israel mma dodow te sɛ mpoano anwea mpo a, nkaefo no nko ara na wobegye wɔn nkwa.+ 28 Efisɛ Yehowa* bɛma wɔabu akontaa akyerɛ no wɔ asaase so, na obewie no ntɛm so.”+ 29 Afei nso, sɛnea Yesaia ka too hɔ no: “Sɛ asafo Yehowa* annyaw asefo* amma yɛn a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadan sɛ Gomora.”+

30 Ɛnde dɛn na yɛbɛka? Ɛne sɛ, amanaman mufo anni trenee akyi de, nanso wɔn nsa kaa trenee,+ trenee a efi gyidi mu no;+ 31 na Israel de, ɛwom sɛ wodii trenee mmara akyi, nanso wɔantumi anni saa mmara no so pɛpɛɛpɛ. 32 Adɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ gyidi na wɔde dii akyi, na mmom wɔnam nnwuma so na edii akyi. Wohintiwii wɔ “hintibo” no so;+ 33 sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Hwɛ! mede hintibo ne watiriw bo reto Sion,+ na obiara a onya mu gyidi no nsa rensi fam.”+

10 Anuanom, nokwasɛm ne sɛ, nea me koma pɛ ne nea mekotow srɛ Onyankopɔn ma wɔn ne sɛ wobenya nkwa.+ 2 Efisɛ midi wɔn ho adanse sɛ wɔyere wɔn ho sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn,+ nanso ɛnyɛ nokware nimdeɛ na wɔde yɛ saa. 3 Esiane sɛ wonnim Onyankopɔn trenee+ nti, nea wɔn ankasa adwene yɛ wɔn sɛ ɛyɛ trenee+ no, ɛno na wodi akyi. Ɛno nti, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase nhyɛɛ Onyankopɔn trenee ase.+ 4 Na Kristo ne Mmara no awiei,+ sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a ogye di no, wobebu no ɔtreneeni.+

5 Mose kyerɛw trenee a ɛnam Mmara no so ba ho asɛm sɛ: “Onipa a ɔyɛ saa nneɛma yi nam so benya nkwa.”+ 6 Nanso trenee a ɛnam gyidi so ba no ka sɛ: “Nka wɔ wo koma mu sɛ,+ ‘Hena na ɔbɛforo akɔ soro?’+ kyerɛ sɛ, ɔbɛkɔ akɔfa Kristo de no asian aba fam, 7 anaasɛ, ‘Hena na obesian akɔ amoa donkudonku mu?’+ kyerɛ sɛ, ɔbɛkɔ akɔfa Kristo afi awufo mu aba.” 8 Mmom dɛn na ɛka? Ɛka sɛ: “Asɛm no bɛn wo, ɛwɔ wo ara w’anom ne wo ara wo komam”;+ kyerɛ sɛ, gyidi “asɛm” a yɛka no. 9 Na sɛ wode w’ano ka kyerɛ nkurɔfo sɛ Yesu ne Awurade,+ na wugye di wɔ wo koma mu sɛ Onyankopɔn nyan no fii awufo mu a, wobegye wo nkwa. 10 Efisɛ onipa koma na ɔde gye di ma wobu no treneeni, na n’ano na ɔde ka ne gyidi kyerɛ nkurɔfo*+ ma onya nkwa.

11 Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Obiara a onya ne mu gyidi no nsa rensi fam.”+ 12 Na nsonsonoe biara nni Yudani ne Greeceni ntam.+ Awurade baako no ara na odi obiara so, na obue ne nsam ma* wɔn a wɔfrɛ no nyinaa. 13 Na “obiara a ɔbɛbɔ Yehowa* din afrɛ no no, obenya nkwa.”+ 14 Nanso sɛ wonnye no nni a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ ne din? Na sɛ wɔntee ne ho asɛm a, ɛbɛyɛ dɛn na wobegye no adi? Na sɛ obi anka asɛm no a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte? 15 Na sɛ wɔansoma wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛka asɛm no?+ Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Wɔn a wɔka nneɛma pa ho asɛmpa no nan ase yɛ fɛ dodo!”+

16 Nanso, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wotiee asɛmpa no. Na Yesaia kae sɛ: “Yehowa,* hena na wagye nea wate afi yɛn nkyɛn* no adi?”+ 17 Enti gyidi nam nea wɔte so na ɛba.+ Na nea wɔte no nso nam Kristo ho asɛm no so na ɛba. 18 Nanso merebisa sɛ, Wɔante anaa? Wɔtee. Nokwasɛm ne sɛ, “yɛtee wɔn nka wɔ wiase nyinaa, na wɔn nsɛm duu asaase ano baabiara.”+ 19 Nanso merebisa sɛ, Ná Israel nnim anaa? Ná wonim.+ Nea edi kan no, Mose kae sɛ: “Menam wɔn a wɔnyɛ ɔman so behuru mo bo;* menam ɔman agyimifo so bɛhyɛ mo abufuw denneennen.”+ 20 Nanso Yesaia sii ne bo kaa no pen sɛ: “Wɔn a na wɔnhwehwɛ me no, wɔn na mama wɔahu me;+ wɔn a wɔammisa m’akyi kwan no, wɔn na mada me ho adi akyerɛ wɔn.”+ 21 Na ɔkaa Israel ho asɛm sɛ: “Matrɛw me nsam da mu nyinaa ama ɔman asoɔdenfo a wɔasen wɔn kɔn.”+

11 Afei merebisa sɛ, Onyankopɔn poo ne man anaa?+ Daabida! Efisɛ me nso meyɛ Israelni a mifi Abraham asefo* mu, na mifi Benyamin abusuakuw mu. 2 Onyankopɔn ampo ne man a odii kan yii wɔn no.*+ Nea kyerɛwnsɛm no ka fa Elia ho bere a ɔbɔɔ Israel sobo wɔ Onyankopɔn anim no, munnim anaa? 3 Ɛka sɛ: “Yehowa,* wɔakunkum w’adiyifo, na w’afɔremuka a ɛwowɔ hɔ nso, wɔadwiriw* agu. Seesei aka me nko ara, na wɔpɛ sɛ wogye me nkwa* fi me nsam.”+ 4 Nanso dɛn na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no? Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Meda so ara wɔ nnipa 7,000 a wommuu nkotodwe nsom Baal.”+ 5 Bere a yɛwom yi nso, saa ara na ɛte. Nkaefo bi wɔ hɔ+ a wɔnam adom so ayi wɔn. 6 Sɛ ɛnam adom so+ a, ɛnde na ɛnnam nnwuma so bio.+ Anyɛ saa a, anka adom no renyɛ adom bio.

7 Ɛnde dɛn na yɛbɛka? Ɛne sɛ, nea Israel ani abere rehwehwɛ no, wannya. Wɔn a wɔayi wɔn no mmom na wonyae.+ Wɔn a aka no koma apirim,+ 8 sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Onyankopɔn ama wɔn honhom a ɛma wɔda hatee,*+ wama wɔn ani a enhu ade ne aso a ɛnte asɛm, de besi nnɛ da yi.”+ 9 Afei nso, Dawid kae sɛ: “Ma wɔn adidipon nsum wɔn afiri, ma ɛnyɛ atena nyi wɔn, ma ɛnto wɔn hintidua, na ma ɛnyɛ asotwe mma wɔn. 10 Ma wɔn ani so nyɛ tumm, na wɔanhu ade, na ma wonkuntun wɔn mu daa.”+

11 Enti merebisa sɛ, Israel hintiw ma wɔhwee ase a wɔansɔre bio anaa? Daabida! Na mmom watiriw a wɔwatiriwii no ama amanaman mufo anya nkwagye sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛyɛ Israel yaw.*+ 12 Sɛ watiriw a wɔwatiriwii no maa wiase no nyaa ne ho, na sɛ wɔn so a ɛtewee no maa amanaman no nyaa wɔn ho+ a, ɛnde sɛ wɔn dodow bɔ ano a, hwɛ sɛnea ahonyade no bɛdɔɔso!

13 Afei merekasa akyerɛ mo a moyɛ amanaman mufo no. Esiane sɛ meyɛ ɔsomafo ma amanaman no+ nti, mehyɛ me som anuonyam.+ 14 Meyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a metumi afa kwan bi so ahuru wɔn a wɔyɛ me ara me nkurɔfo* no bo, na magye wɔn mu bi nkwa. 15 Sɛ tow a wɔtow wɔn kyenee+ no kaa wiase no ne Onyankopɔn boom a, ɛnde sɛ wogye wɔn tom a, dɛn na ɛbɛkyerɛ? Ɛbɛma wɔn a wɔawuwu no anya nkwa. 16 Bio nso, sɛ esiam a wɔafɔtɔw no fã a wɔfae sɛ aba a edi kan no yɛ kronkron a, ɛnde na nea aka no nyinaa nso yɛ kronkron; na sɛ dua no ntini yɛ kronkron a, ɛnde na saa na ne nkorabata no nso te.

17 Nanso sɛ wɔabubu dua no nkorabata no bi, ɛnna wɔde wo a woyɛ wuram ngodua ahyɛ anan ama woabenya nneɛma pa a ɛwɔ ngodua ntini mu no bi a, 18 hwɛ na woammu nkorabata no animtiaa.* Sɛ wubu wɔn animtiaa* a,+ kae sɛ ɛnyɛ wo na wukura ntini no, na mmom ntini no na ekura wo. 19 Afei wobɛka sɛ: “Wobubuu nkorabata sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde me bɛba abetua ho.”+ 20 Ɛyɛ ampa! Gyidi a wɔannya nti na wobubuu wɔn fii so,+ na wo de, gyidi nti na wugyina hɔ.+ Mma wo ho so, na mmom suro. 21 Na sɛ dua no ankasa nkorabata mpo, Onyankopɔn ankora so a, ɛnde wo nso, ɔrenkora wo so. 22 Ɛno nti, susuw Onyankopɔn ayamye+ ne n’asotwe ho. Wɔn a wɔhwee ase no, ɔtwee wɔn aso,+ nanso wo de, sɛ wokɔ so ara tena Onyankopɔn ayamye mu a, n’ayamye wɔ hɔ ma wo. Anyɛ saa a, wo nso, wobetwa wo afi so. 23 Wɔn nso, sɛ wonya gyidi a, wɔde wɔn bɛba abetua ho,+ efisɛ Onyankopɔn betumi asan de wɔn abetua ho. 24 Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wo mpo, wotwaa wo fii wuram ngodua ho de wo tuaa turom ngodua ho, ɛwom sɛ ɛnyɛ saa na wɔtaa yɛ no. Sɛ saa a, ɛnde wɔn a wɔyɛ turom ngodua no nkorabata de, ɛrenyɛ den koraa sɛ wɔbɛsan de wɔn abetua wɔn ankasa ngodua ho!

25 Anuanom, mepɛ sɛ muhu ahintasɛm kronkron+ yi, sɛnea ɛbɛyɛ a morenyɛ anyansafo wɔ mo ankasa ani so. Ɛne sɛ: Israel fã bi koma apirim de kosi sɛ amanaman mufo no dodow bɛso, 26 na saa kwan yi so na Israel+ nyinaa benya nkwa. Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Ogyefo no befi Sion aba,+ na wayi amumɔyɛsɛm afi Yakob ho. 27 Na eyi ne apam a me ne wɔn bɛyɛ,+ bere a miyi wɔn bɔne fi hɔ no.”+ 28 Ampa, asɛmpa no ho de, mo nti wɔyɛ atamfo; nanso yi a Onyankopɔn ayi wɔn no ho de, wɔn agyanom nti wɔyɛ adɔfo.+ 29 Efisɛ Onyankopɔn akyɛde ne frɛ a ɔfrɛ no, ɛnyɛ nneɛma a onu ne ho wɔ ho. 30 Na sɛnea bere bi na moyɛ Onyankopɔn so asoɔden,+ nanso wɔn asoɔden nti+ afei de wɔahu mo mmɔbɔ+ no, 31 saa ara na seesei eyinom ayɛ asoɔden ama wɔahu mo mmɔbɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso, afei wobehu wɔn mmɔbɔ. 32 Na Onyankopɔn ama wɔn nyinaa ayɛ nkoa ama asoɔden*+ sɛnea ɛbɛyɛ a obehu wɔn nyinaa mmɔbɔ.+

33 O hwɛ sɛnea Onyankopɔn ahonyade ne ne nyansa ne ne nimdeɛ mu dɔ! Yɛrentumi mpɛɛpɛɛ n’atemmu mu nwie da, na yɛrentumi nhwehwɛ n’akwan mu nwie da! 34 Na “hena na onim Yehowa* adwene, anaasɛ hena na ɔyɛ ne fotufo?”+ 35 Anaa “hena na wadi kan ama no biribi a enti ɛsɛ sɛ otua n’ade ma no?”+ 36 Efisɛ ade nyinaa fi ne mu, ɛnam no so, na ɛyɛ ne dea. Ɔno na anuonyam nka no daa daa. Amen.

12 Enti anuanom, menam Onyankopɔn mmɔborɔhunu so srɛ mo sɛ momfa mo nipadua+ mmɔ afɔre a ɛte ase, a ɛyɛ kronkron,+ na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Na bere a mode ɔsom kronn rema no no, momfa mo adwene nyɛ adwuma nsusuw nneɛma ho.+ 2 Na munnyae sɛ moma wiase yi* kyerɛ mo kwan; mmom monsesa mo adwene mfa nyɛ mo ho foforo,+ sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu+ nea Onyankopɔn pɛ, a eye, na ɛsɔ ani, na edi mu no.

3 Menam adom a wɔde adom me no so ka kyerɛ mo mu biara sɛ, ɛnsɛ sɛ obu ne ho tra nea ɛsɛ.+ Mmom onnwen na onnya adwene a emu da hɔ, sɛnea gyidi a Onyankopɔn asusuw ama no no te.+ 4 Efisɛ nipadua wɔ akwaa bebree,+ nanso akwaa no nyinaa nyɛ adwuma baako. 5 Saa ara na yɛn nso, ɛwom sɛ yɛdɔɔso de, nanso yɛyɛ nipadua baako wɔ Kristo mu, na yɛn mu biara yɛ ne yɔnko akwaa.+ 6 Esiane adom a wɔde adom yɛn no nti, obiara ne akyɛde a ɔwɔ.+ Ɛno nti, sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a, momma yɛnhyɛ nkɔm sɛnea yɛn gyidi te;7 sɛ ɛyɛ ɔsom a, momma yɛnkɔ so nsom; nea ɔkyerɛkyerɛ no, ɔnkɔ so nkyerɛkyerɛ;+ 8 nea ɔhyɛ nkurɔfo nkuran* no, ɔnkɔ so nhyɛ nkuran;*+ nea ɔkyɛ ade no, onyi ne yam nyɛ;+ nea odi biribi anim no, ɔnyere ne ho nyɛ;+ nea ohu mmɔbɔ no, ɔmfa anigye nyɛ.+

9 Mommma nyaatwom mmma mo dɔ mu.+ Munkyi bɔne;+ mommata papa ho. 10 Munnya onuadɔ mma mo ho, na obiara mpɛ ne yɔnko asɛm paa. Obiara nni kan* mfa nidi mma ne yɔnko.+ 11 Monyere mo ho* nyɛ adwuma, na monnyɛ anihaw.*+ Monyɛ hyew honhom mu.+ Monyɛ adwuma mma Yehowa* sɛ nkoa.+ 12 Munni ahurusi wɔ anidaso no mu. Mummia mo ani nnyina amanehunu mu.+ Mommɔ mpae daa.+ 13 Momma akronkronfo nea wohia.+ Momma mo ani nnye ahɔhoyɛ ho.+ 14 Monkɔ so nhyira wɔn a wɔtan mo ani no;+ munhyira, na ɛnsɛ sɛ modome.+ 15 Mo ne wɔn a wodi ahurusi nni ahurusi; mo ne wɔn a wosu nsu. 16 Adwene a mowɔ wɔ mo ho no, munnya saa adwene no ara bi wɔ afoforo ho; munnnwinnwen nneɛma akɛse ho, na mmom munni nneɛma a ɛba fam akyi.+ Monnyɛ mo ani so anyansafo.+

17 Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.+ Nneɛma a nnipa nyinaa hu sɛ eye no, momma ɛho nhia mo. 18 Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, monyɛ nea mubetumi biara ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu.+ 19 Adɔfo, munntua bɔne so ka, na mmom munnyaw mma abufuw no;*+ efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “ ‘Me na mitua bɔne so ka; me ara metua ka,’ Yehowa* na waka.”+ 20 Mmom “sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no biribi nni; sɛ osukɔm de no a, ma no biribi nnom. Woyɛ saa a, wobɛboaboa nnyansramma ano agu n’apampam.”*+ 21 Mma bɔne nnni wo so nkonim, na mmom kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.+

13 Momma onipa* biara mmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase,+ efisɛ tumi biara nni hɔ sɛ nea efi Nyankopɔn.+ Atumfo a ɛwɔ hɔ no, Onyankopɔn na ama kwan ama wɔn mu biara anya ne dibea.+ 2 Enti obiara a ɔsɔre tia atumfo no, ɔsɔre tia Onyankopɔn nhyehyɛe. Wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn nhyehyɛe no, wɔde atemmu ba wɔn ankasa so. 3 Wɔn a wɔyɛ nnwuma pa no nsuro atumfo no, mmom wɔn a wɔyɛ bɔne no na wosuro.+ Wompɛ sɛ wusuro atumfo no anaa? Ɛnde kɔ so yɛ papa,+ na wɔbɛkamfo wo. 4 Efisɛ atumfo no yɛ Onyankopɔn asomfo ma wo yiyedi. Na sɛ woreyɛ bɔne a, ɛnde suro, efisɛ wonkura sekan no kwa. Wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wɔde asotwe ba* nea ɔyɛ bɔne no so.

5 Enti ehia sɛ mobrɛ mo ho ase ma wɔn, ɛnyɛ asotwe* no nko ara nti, na mmom mo ahonim* nso ntia.+ 6 Ɛno nso nti na mutua tow; efisɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo ma ɔmanfo, na wɔsom ɔmanfo daa. 7 Momfa nea ɛyɛ obiara de mma no: nea tow yɛ ne dea no, momfa tow mma no;+ nea ogyigye sika no, momfa sika mma no; nea ɛsɛ sɛ musuro no no, munsuro no;+ nea ɛsɛ sɛ mudi no ni no, munni no ni.+

8 Ɛnsɛ sɛ mode obiara ka, gye ɔdɔ a mode bɛdodɔ mo ho;+ efisɛ obiara a ɔdɔ ne yɔnko no adi mmara no so yiye.+ 9 Na mmara nsɛm a ɛka sɛ, “Nsɛe aware,+ nni awu,+ mmɔ korɔn,+ mma w’ani mmmere ade,”+ ne mmara asɛm foforo biara a ɛwɔ hɔ no, wɔabɔ no mua wɔ asɛm yi mu sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”+ 10 Ɔdɔ nyɛ ne yɔnko bɔne;+ enti ɔdɔ ne mmara no so di.+

11 Monyɛ eyinom, efisɛ munim bere no; munim sɛ bere* a ɛsɛ sɛ munyan fi nna mu no anya adu,+ efisɛ seesei yɛn nkwagye abɛn sen bere a yɛbɛyɛɛ gyidifo no. 12 Anadwo kɔ n’anim; adekyee abɛn. Enti momma yɛntow sum mu nnwuma no ngu,+ na yɛnhyɛ hann akode.+ 13 Momma yɛnnantew fɛfɛɛfɛ+ sɛnea yɛnantew hann mu adekyee, ɛnyɛ apontow a ase yɛ gyegyeegye ne nsawe mu, ɛnyɛ aguamammɔ ne ahohwi*+ mu, ɛnyɛ mansotwe ne ahoɔyaw mu.+ 14 Na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo,+ na monnyɛ nhyehyɛe nnto hɔ mmma ɔhonam akɔnnɔ.+

14 Onipa a ne gyidi yɛ mmerɛw no, munnye no ntom.+ Na wɔn a mo ne wɔn adwene nhyia* no, ɛnsɛ sɛ mubu wɔn atɛn. 2 Obi wɔ gyidi a ɛma odi biribiara, nanso onipa a ɔyɛ mmerɛw no de, odi nhabamma* nko ara. 3 Onipa a odi aduan biara no, ɛnsɛ sɛ obu nea onni nnuan bi no animtiaa.+ Na onipa a onni nnuan bi no, ɛnsɛ sɛ obu onipa a odi aduan biara no animtiaa, efisɛ Onyankopɔn agye no atom. 4 Wo ne hena a wubu obi somfo atɛn?+ Sɛ obegyina oo, ɔbɛhwe ase oo, ɔno ara ne wura na ɔbɛkyerɛ.+ Nokwasɛm ne sɛ, obegyina, efisɛ Yehowa* betumi ama wagyina.

5 Obi bu da bi sɛ ɛho hia sen nna a aka no;+ ɔfoforo nso bu nna nyinaa pɛ.+ Momma obiara adwene nsi no pi. 6 Nea obu da bi sɛ ɛho hia no, ɔyɛ ma Yehowa.* Bio nso, nea odi biribi no, odi ma Yehowa,* efisɛ ɔde aseda ma Onyankopɔn.+ Na nea onni no, Yehowa* nti na onni; ne nyinaa mu no, ɔda Onyankopɔn ase.+ 7 Nea ɛwom ne sɛ, yɛn mu biara nte ase mma ne nko ara ho,+ na obiara nso nwu mma ne nko ara ho. 8 Na sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Yehowa,*+ na sɛ yewu nso a, yewu ma Yehowa.* Enti sɛ yɛte ase oo, sɛ yewu oo, yɛyɛ Yehowa* dea.+ 9 Nea enti a Kristo wui na ɔbaa nkwa mu bio ni: Sɛ́ ɔbɛyɛ awufo ne ateasefo nyinaa Wura.+

10 Adɛn nti na wubu wo nua atɛn?+ Na adɛn nti na wo nso wubu wo nua animtiaa? Efisɛ yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn atemmu agua no anim.+ 11 Na wɔakyerɛw sɛ: “‘Sɛ́ mete ase yi,+ me na nkotodwe nyinaa bɛkotow me, na tɛkrɛma nyinaa bɛpae mu akamfo Onyankopɔn,’ Yehowa* asɛm ni.”+ 12 Ɛno nti, yɛn mu biara bebu ɔno ara n’akontaa akyerɛ Onyankopɔn.+

13 Enti mommma yemmmubu yɛn ho atɛn bio,+ na mmom munsi mo bo sɛ moremfa hintidua anaa akwanside nto onua biara anim.+ 14 Minim, na migye di Awurade Yesu mu sɛ, biribiara nni hɔ a ɛno ara de, ɛho ntew.+ Sɛ obi bu biribi sɛ ɛho ntew a, na ɛho ntew mma no. 15 Na sɛ aduan nti wo nua reteetee a, ɛnde na wonnam ɔdɔ kwan so bio.+ Mfa w’aduan nsɛe obi a Kristo awu ama no.+ 16 Enti mommma wɔnnka papa a moyɛ no ho nsɛmmɔne. 17 Efisɛ Onyankopɔn Ahenni nyɛ adidi ne ɔnom,+ na mmom ɛyɛ trenee ne asomdwoe ne anigye a ɛnam honhom kronkron so. 18 Na obiara a ɔsom* Kristo wɔ saa kwan yi so no, ɔsɔ Onyankopɔn ani, na nnipa nso gye no tom.

19 Ɛno nti, nneɛma a ɛde asomdwoe ba+ ne nneɛma a ɛma yɛhyehyɛ yɛn ho den+ no, momma yenni ɛno akyi. 20 Munnyae sɛ aduan nti mosɛe Onyankopɔn adwuma.+ Ɛwom, ade nyinaa ho tew, nanso ɛyɛ bɔne sɛ obi bedi biribi bere a ɛbɛto obi hintidua.+ 21 Ɛyɛ papa sɛ worenwe nam anaa worennom nsã* anaa worenyɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua.+ 22 Gyidi a wowɔ no, ma ɛnyɛ wo ne Onyankopɔn ntam asɛm.* Anigye ne onipa a ommu ne ho atɛn wɔ nea wasi gyinae sɛ ɔbɛyɛ ho. 23 Na sɛ n’adwenem yɛ no naa, na odi a, wadi fɔ dedaw, efisɛ ɛnyɛ gyidi na ɔde di. Nokwarem no, biribiara a ennyina gyidi so no yɛ bɔne.

15 Yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛwyɛ,+ na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nea yɛn ankasa pɛ.+ 2 Momma yɛn mu biara nyɛ nea ne yɔnko pɛ, nea eye a ɛbɛhyɛ ne yɔnko den.+ 3 Na Kristo mpo anyɛ nea ɔno ara pɛ,+ na mmom sɛnea wɔakyerɛw no: “Wɔn a wogu w’anim ase no, wɔn animguase aba me so.”+ 4 Na biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw sɛ ɛnkyerɛkyerɛ yɛn,+ na yɛnam yɛn animia+ ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.+ 5 Onyankopɔn a ɔma yetumi mia yɛn ani gyina mu na ɔma yɛn awerɛkyekye no, ɔmma mo nyinaa nnya adwene a na Kristo Yesu wɔ no ara bi, 6 sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ baako,+ na mode nne* koro ahyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya anuonyam.

7 Enti obiara nnye ne yɔnko ntom,*+ sɛnea Kristo nso gyee mo toom no,+ na ahyɛ Onyankopɔn anuonyam. 8 Na mereka akyerɛ mo sɛ, Kristo bɛyɛɛ ɔsomfo maa wɔn a Onyankopɔn nokwaredi nti wɔatwa twetia*+ no, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma ada adi sɛ ɛbɔ ahorow a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn agyanom no bɛba mu,+ 9 na ama amanaman no ahyɛ Onyankopɔn anuonyam esiane ne mmɔborɔhunu nti.+ Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Ɛno nti na mɛpae mu abɔ wo din wɔ amanaman mu, na mato ayeyi nnwom ama wo din”+ no. 10 Na ɔsan kae sɛ: “Amanaman, mo ne ne man ani nnye.”+ 11 Ɔkae bio sɛ: “Amanaman nyinaa, munyi Yehowa* ayɛ, na momma aman nyinaa nkamfo no.”+ 12 Na bio nso Yesaia kae sɛ: “Yese ntini bɛba,+ na obi bɛsɔre abedi amanaman so.+ Ɔno na amanaman de wɔn ani bɛto no so.”+ 13 Esiane sɛ mugye Onyankopɔn a ɔma anidaso no di nti, ɔmfa anigye ne asomdwoe bebree nhyɛ mo ma, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛfa honhom kronkron ahoɔden+ so anya anidaso aboro so.*

14 Me nuanom, me ara migye di sɛ papayɛ nso ahyɛ mo ma, na nimdeɛ nyinaa ahyɛ mo ma, na obiara tumi tu ne yɔnko fo.* 15 Nanso, makyerɛw mo aka nsɛm bi penpen sɛnea ɛbɛyɛ a mɛsan de akaakae mo. Mereyɛ saa esiane adom a Onyankopɔn de ama me no nti. 16 Wadom me, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛyɛ Kristo Yesu baguam somfo ama amanaman no.+ Mereyɛ Onyankopɔn asɛmpa+ ho adwuma kronkron no, sɛnea ɛbɛyɛ a amanaman yi bɛyɛ afɔrebɔde a ɛsɔ ani a wɔde honhom kronkron atew ho.

17 Enti ɛba nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho a, mewɔ nea megyina so adi ahurusi wɔ Kristo Yesu mu. 18 Na merensi me bo sɛ mɛka biribiara, gye nea Kristo nam me so ayɛ nko ara. Kristo nam me so yɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a amanaman no bɛyɛ osetie. Ɔfaa m’asɛm ne m’adwuma so na ɛyɛɛ saa. 19 Ɔsan nso faa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade tumi+ ne honhom kronkron tumi so na ɛyɛɛ saa. Ɛno nti, mekaa Kristo ho asɛmpa no frenkyemm fii Yerusalem kɔe ara koduu Ilirikum.+ 20 Saa kwan yi so no, mede yɛɛ me botae sɛ merenka asɛmpa no wɔ baabi a nkurɔfo ate Kristo din wɔ hɔ dedaw, sɛnea ɛbɛyɛ a merensi nsi obi fapem so;21 na mmom, sɛnea wɔakyerɛw no: “Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no behu, na wɔn a wɔntee no bɛte ase.”+

22 Ɛno nso nti na meyɛe ara nso mantumi amma mo nkyɛn no. 23 Nanso seesei asaase biara nni hɔ a menkaa asɛm no wɔ so wɔ mpɔtam ha, na mfe pii* ni na mahwɛ kwan denneennen sɛ mɛba mo nkyɛn. 24 Enti sɛ merekɔ Spain a, mehwɛ kwan sɛ mehu mo, na sɛ me ne mo bɔ kakra a, moagya me kwan kakra ama makɔ hɔ. 25 Nanso seesei de, merebɛkɔ Yerusalem akɔsom akronkronfo no.+ 26 Na wɔn a wɔwɔ Makedonia ne Akaia no ani agye sɛ wɔde wɔn nneɛma ama sɛ ntoboa de rekɔma akronkronfo a ɛwɔ Yerusalem no mu ahiafo.+ 27 Ɛwom, wɔde anigye na ɛyɛɛ saa, nanso na wɔde wɔn ka; efisɛ nneɛma a wonya fii Onyankopɔn hɔ no, amanaman no ne wɔn kyɛe. Enti ɛsɛ sɛ wɔn nso de wɔn nneɛma som wɔn bi.+ 28 Enti sɛ miwie eyi, na sɛ mede saa ntoboa* yi kɔma wɔn a, mɛfa mo hɔ akɔ Spain. 29 Bio nso, minim sɛ minya ba mo nkyɛn a, mede Kristo nhyira a abu so bɛba.

30 Afei anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne honhom no dɔ so srɛ mo sɛ, monka me ho na monyere mo ho mmɔ Onyankopɔn mpae mma me,+ 31 sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye me+ afi wɔn a wonnye nni nsam wɔ Yudea, na akronkronfo no ani agye me som adwuma a merekɔyɛ wɔ Yerusalem no ho,+ 32 na sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a, mede anigye aba mo nkyɛn, na me ne mo nyinaa, obiara ho adwo no. 33 Onyankopɔn a ɔma asomdwoe no ne mo nyinaa ntena.+ Amen.

16 Mereka yɛn nuabea Foibe a ɔsom wɔ asafo a ɛwɔ Kenkrea+ mu no ho asɛm akyerɛ mo, 2 sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye no Awurade mu sɛnea ɛsɛ akronkronfo no. Na mmoa biara a obehia no, momfa mma no,+ efisɛ ɔno nso atwitwa agye nnipa pii;* me nso meka ho bi.

3 Munkyia Priska ne Akwila+ mma me; wɔyɛ me mfɛfo adwumayɛfo wɔ Kristo Yesu mu. 4 Wɔn na wɔde wɔn ankasa nkwa* too hɔ maa me.*+ Ɛnyɛ me nko ara na meda wɔn ase, na mmom asafo ahorow a ɛwɔ amanaman mu nyinaa nso da wɔn ase. 5 Munkyia asafo a ɛwɔ wɔn fi+ no nso. Munkyia me dɔfo Epaineto; aba a edi kan wɔ Kristo mu wɔ Asia no, ɔka ho. 6 Munkyia Maria a wayɛ adwumaden ama mo no. 7 Munkyia Androniko ne Yunia. Wɔyɛ m’abusuafo+ ne me mfɛfo nneduafo, mmarima a asomafo no nim wɔn yiye a wɔbaa Kristo mu akyɛ sen me no.

8 Munkyia Ampliato mma me; ɔyɛ me dɔfo wɔ Awurade mu. 9 Munkyia Urbano; ɔyɛ yɛn yɔnko dwumayɛni wɔ Kristo mu. Munkyia me dɔfo Staki nso. 10 Munkyia Apele a wɔagye no atom wɔ Kristo mu no. Munkyia Aristobulo fifo. 11 Munkyia me busuani Herodion. Munkyia Narkiso fifo a wɔwɔ Awurade mu no. 12 Munkyia Trifaina ne Trifosa; wɔyɛ mmea a wɔreyɛ adwumaden wɔ Awurade mu. Munkyia yɛn dɔfo Persi; ɔyɛ ɔbea a wayɛ adwumaden wɔ Awurade mu. 13 Munkyia Rufo a wɔapaw no Awurade mu, ne ne maame a mede no ayɛ me maame* no. 14 Munkyia Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma, ne anuanom a wɔka wɔn ho no. 15 Munkyia Filologo ne Yulia, Nereo ne ne nuabea, ne Olimpa ne akronkronfo a wɔka wɔn ho nyinaa. 16 Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho. Kristo asafo ahorow no nyinaa kyiakyia mo.

17 Afei anuanom, mitu mo fo sɛ monhwɛ mo ho yiye wɔ wɔn a wɔde mpaapaemu ne hintiduato ba, a ɛne nea wɔde akyerɛkyerɛ mo nhyia no ho, na montwe mo ho mfi wɔn ho.+ 18 Efisɛ nnipa a wɔte saa no nyɛ nkoa mma yɛn Awurade Kristo, na mmom wɔyɛ nkoa ma wɔn ankasa akɔnnɔ;* na wɔn a wɔn tirim fitaa* no, wɔde tɛkrɛmadɛ ne adɛfɛdɛfɛsɛm daadaa wɔn koma. 19 Obiara ahu mo asoɔmmerɛw no, enti midi mo ho ahurusi. Nanso mepɛ sɛ moyɛ anyansafo wɔ nneɛma pa ho, na motwe mo ho fi nneɛma bɔne ho.+ 20 Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn a ɔma asomdwoe no bɛpɛtɛw Satan+ wɔ mo nan ase. Yɛn Awurade Yesu adom nka mo.

21 Me yɔnko dwumayɛni Timoteo kyia mo. M’abusuafo+ Lukio ne Yason ne Sosipatro nso kyia mo.

22 Me, Tertio, a mekyerɛw krataa yi, mikyia mo Awurade mu.

23 Gaio+ a mekɔsoɛɛ no, a asafo no nyinaa hyia wɔ ne fi no kyia mo. Erasto a ɔhwɛ kurow no sika so* no kyia mo, ɔne ne nua Kwarto. 24 *——

25 Onyankopɔn na obetumi ama moayɛ den sɛnea asɛmpa a meka, ne Yesu ho asɛnka te, sɛnea ahintasɛm kronkron+ a wɔammɔ so bere tenten 26 a afei wɔayi no adi no te; wɔnam nkɔmhyɛ a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu ada no adi ama amanaman nyinaa ahu, sɛnea Onyankopɔn a ɔte ase daa no ahyɛ sɛ wɔmfa gyidi so nyɛ osetie no, 27 Onyankopɔn a ɔno nko ara na ɔyɛ onyansafo+ no, ɔno na anuonyam mfa Yesu Kristo so nka no daa daa. Amen.

Nt., “aba.”

Anaa “me ho nyinaa; me koma nyinaa.”

Anaa “wɔn a wɔnyɛ Greecefo.” Nt., “pɔtɔfo.”

Anaa “ne Nyamesu.”

Anaa “mmoa a wɔwea fam.”

Anaa “afide.”

Anaa “adapaade.”

Anaa “akatua.”

Anaa “wɔampɛ sɛ wohu Onyankopɔn wɔ nokware nimdeɛ mu.”

Anaa “anibere.”

Anaa “wodi nseku.”

Anaa “wɔyɛ aniammɔnho.”

Anaa “wɔyɛ nneɛma bɔne kɔfabae.”

Anaa “ahyɛde.”

Anaa “Onipa biara kra.”

Anaa “tiboa.”

Anaa “nneɛma a ɛkyɛn so.”

Anaa “woteɛteɛ.”

Anaa “nkwaseafo.”

Anaa “ɔbarima dua a wotwa.”

Anaa “ɔbarima dua a wotwa.”

Anaa “aman.”

Anaa “Nhurutoa.”

Anaa “ade nwenenwene.”

Nt., “ɔhonam biara.”

Anaa “apata; asiesie.”

Anaa “bem.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “obu ɔbɔnefo ɔtreneeni.”

Anaa “wobu ne gyidi sɛ trenee ma no.”

Anaa “wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “wɔatwa wɔn dua.”

Anaa “Wɔde sii so dua maa no.”

Nt., “n’aba.”

Anaa “n’aba.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ɔma nneɛma a enni hɔ ba.”

Nt., “w’aba.”

Anaa “Sara yafunu a na entumi nwo ba.”

Ebetumi nso akyerɛ, “yɛn Awurade Yesu Kristo nti, yɛne Onyankopɔn wɔ asomdwoe.”

Anaa “yegyina mu.”

Ebetumi nso akyerɛ, “yedi ahurusi.”

Ebetumi nso akyerɛ, “yedi ahurusi.”

Anaa “abu so.”

Anaa “wɔabu no bem wɔ ne bɔne ho; wɔagyaa no wɔ ne bɔne ho.”

Nt., “akwaa.”

Nt., “akwaa.”

Anaa “moatetew.”

Anaa “moatetew.”

Anaa “moatetew.”

Anaa “moresow mo aba wɔ kronkronyɛ kwan so.”

Anaa “ɔkɔware ɔbarima foforo.”

Anaa “ɔkɔware ɔbarima foforo.”

Nt., “akwaa.”

Anaa “m’akwaa.”

Anaa “m’akwaa.”

Anaa “moatetew.”

Nt., “ɔhonam.”

Ɛyɛ Hebri anaa Aram asɛmfua a ɛkyerɛ “O Agya!”

Anaa “yesi apini.”

Anaa “yesi apini.”

Anaa “ne Ba no sɛso.”

Anaa “wɔn a na wahyɛ sɛ ɔbɛpaw wɔn.”

Anaa “tan a nkurɔfo bɛtan yɛn ani.”

Anaa “me tiboa.”

Anaa “Wɔn na agyanom no yɛ wɔn dea.”

Nt., “aba.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “aba.”

Nt., “ennyina onii a ɔpɛ anaa onii a ɔretu mmirika no so.”

Anaa “dɔte a wɔabɔ no tɔw.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “aba.”

Anaa “ka ne gyidi wɔ baguam.”

Anaa “ohyira.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “wagye yɛn asɛnka.”

Anaa “bɛma moatwe ninkunu.”

Nt., “aba.”

Anaa “odii kan huu wɔn siei no.”

Hwɛ Nkh. A5.

Nt., “wɔatutu.”

Anaa “kra.”

Anaa “Onyankopɔn ama wɔn nnahɔɔ honhom.”

Anaa “ɛbɛma Israel atwe ninkunu.”

Nt., “me honam.”

Anaa “woanhoahoa wo ho wɔ nkorabata no so.”

Anaa “wohoahoa wo ho wɔ wɔn so.”

Anaa “Onyankopɔn de wɔn ahyɛ asoɔden ase.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “otu fo.”

Anaa “ntu fo.”

Anaa “Obiara nni kan ntu anammɔn.”

Anaa “Momfa nsi; Momfa ahokeka.”

Anaa “monnyɛ mo adwuma anihaw so.”

Hwɛ Nkh. A5.

Kyerɛ sɛ, Onyankopɔn abufuw.

Hwɛ Nkh. A5.

Kyerɛ sɛ, wobɛma onipa no abufuw no anan akɔ, na ne koma aba fam.

Anaa “ɔkra.”

Anaa “wodi were de abufuw ba.”

Anaa “abufuw.”

Anaa “tiboa.”

Anaa “dɔn.”

Anaa “aniwude.” Efi Greek asɛmfua a·sel′gei·a mu. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ebetumi nso akyerɛ, “wɔn a wɔn adwenem yɛ wɔn naa.”

Anaa “atosode.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “ɔyɛ akoa ma.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “ma ɛnhyɛ w’ankasa mu wɔ Onyankopɔn anim.”

Nt., “ano.”

Anaa “munnye mo ho mo ho.”

Anaa “wɔatwa wɔn dua.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “ama abu afa so.”

Anaa “kyerɛkyerɛ ne yɔnko.”

Ebetumi nso akyerɛ, “bi.”

Nt., “aba.”

Anaa “aboa nnipa pii.”

Nt., “kɔn.”

Anaa “me kra.”

Anaa “ne maame a ɔyɛ me maame.”

Anaa “yafunu.”

Anaa “wɔn a wonnwen bɔne mma obi.”

Anaa “ɔyɛ kurow no sohwɛfo.”

Hwɛ Nkh. A3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena