NEA EDI KAN A ƆDE KƆMAA TESALONIKAFO
1 Me Paul, me ne Silwano,*+ ne Timoteo,+ yɛde krataa yi rekɔma Tesalonikafo asafo a ɛwɔ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu no:
Adom ne asomdwoe nka mo.
2 Sɛ yɛbɔ mo nyinaa din wɔ yɛn mpaebɔ mu a, ɛyɛ a yɛda Onyankopɔn ase daa,+ 3 efisɛ bere nyinaa yɛkae adwuma a mode gyidi yɛ, adwumaden a mode ɔdɔ yɛ, ne animia a yɛn Awurade Yesu Kristo mu anidaso nti, mode gyina amanehunu mu+ wɔ yɛn Nyankopɔn ne Agya no anim no. 4 Anuanom a Onyankopɔn dɔ mo, yenim sɛ wapaw mo, 5 efisɛ asɛmpa a yɛka no, ɛnyɛ yɛn ano nko na yɛde ka kyerɛɛ mo, na mmom yɛde tumi ne honhom kronkron ne awerɛhyem a emu yɛ den nso kaa ho, na mo ara munim sɛnea yɛyɛɛ yɛn ho maa mo bere a na yɛwɔ mo nkyɛn no. 6 Na musuasuaa yɛn+ ne Awurade,+ efisɛ mode anigye a honhom kronkron ma munyae no gyee asɛm no wɔ amanehunu pii mu.+ 7 Enti moabɛyɛ nhwɛso ama gyidifo a wɔwɔ Makedonia ne Akaia no nyinaa.
8 Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ Makedonia ne Akaia nko ara na Yehowa* asɛm no afi mo hɔ atrɛw akodu, na mmom Onyankopɔn mu gyidi a mowɔ no atrɛw adu baabiara,+ enti enhia sɛ yɛka biribiara mpo. 9 Efisɛ wɔn ankasa ka bere a edi kan a yehyiaa mo no ho asɛm daa, sɛnea motwee mo ho fii mo ahoni ho+ baa Onyankopɔn nkyɛn sɛ morebɛsom Onyankopɔn teasefo ne ɔnokwafo no, 10 na moatwɛn ne Ba a ofi soro no,+ ne Ba a onyan no fii awufo mu a ɔne Yesu, nea ogye yɛn fi abufuw a ɛreba no mu+ no.
2 Anuanom, mo ara munim paa sɛ mo nkyɛn a yɛbae no anyɛ ɔkwa.+ 2 Na sɛnea munim no, mfiase no, yehuu amane, na wotwaa yɛn adapaa wɔ Filipi.+ Nanso, yɛn Nyankopɔn ma yenyaa akokoduru de kaa Onyankopɔn asɛmpa+ no kyerɛɛ mo wɔ ɔsɔretia pii mu.* 3 Na afotu a yɛde ma no, emfi atosɛm anaa ade a ɛho ntew mu, na ennyina nnaadaa so. 4 Mmom, esiane sɛ Onyankopɔn agye yɛn atom sɛ yɛfata sɛ ɔde asɛmpa no hyɛ yɛn nsa nti, yɛkasa a, yɛmfa nsɔ nnipa ani, na mmom yɛkasa de sɔ Onyankopɔn a ɔhwehwɛ yɛn koma mu+ no ani.
5 Nokwasɛm ne sɛ, munim sɛ yɛanka adɛfɛdɛfɛsɛm da, na yɛamfa nyansakwan so annidi mo ho da;+ Onyankopɔn ne ɔdansefo! 6 Saa ara nso na yɛnhwehwɛ nnipa anim anuonyam mfi mo hɔ anaa nkurɔfo nkyɛn. Ɛwom, esiane sɛ yɛyɛ Kristo asomafo nti, anka yebetumi de ɛka kɛse ato mo so.+ 7 Nanso, bere a yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛyɛɛ mo brɛbrɛ sɛnea ɔbaatan korɔkorɔ ɔno ara ne mma no.* 8 Esiane sɛ na yɛpɛ mo asɛm paa nti, yɛyeree yɛn ho* kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo. Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom yekum yɛn ho* nso maa mo,+ efisɛ na yɛdɔ mo paa.+
9 Anuanom, yegye di paa sɛ mokae yɛn adwumaden ne yɛn brɛ. Bere a yɛreka Onyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo no, yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa ɛka kɛse nto mo mu biara so.+ 10 Mudi ho adanse, na Onyankopɔn nso di ho adanse sɛ, yɛyɛɛ anokwafo ne atreneefo ne wɔn a wɔn ho nni asɛm maa mo a moyɛ gyidifo no. 11 Mo ara munim sɛ, yɛkɔɔ so tuu mo fo, yɛkyekyee mo werɛ, na yedii mo mu biara adanse+ sɛnea agya+ yɛ ne mma. 12 Yɛyɛɛ saa na ama moakɔ so anantew sɛnea ɛfata Onyankopɔn+ a ɔrefrɛ mo akɔ n’Ahenni+ ne n’anuonyam mu+ no.
13 Nokwarem no, ɛno nso nti na yɛda Onyankopɔn ase daa,+ efisɛ bere a mugyee Onyankopɔn asɛm a mote fii yɛn hɔ no, moannye no sɛ nnipa asɛm, na mmom mugyee no sɛnea ɛte ankasa, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asɛm, na ɛno nso na ɛyɛ adwuma wɔ mo a moyɛ gyidifo mu no. 14 Anuanom, musuasuaa Onyankopɔn asafo ahorow a ɛwɔ Kristo Yesu mu wɔ Yudea no, efisɛ muhuu amane wɔ mo ankasa mo manfo nsam,+ sɛnea wɔn nso rehu amane koro no ara bi wɔ Yudafo nsam no. 15 Saa Yudafo yi na wokum Awurade Yesu+ mpo ne adiyifo no, na wɔtan yɛn ani.+ Afei nso, wɔnsɔ Onyankopɔn ani, na nea wɔyɛ no mmoa onipa biara, 16 efisɛ wɔyɛ sɛ wobesiw yɛn kwan sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenkasa nkyerɛ amanaman mufo no mma wonnye wɔn nkwa.+ Bere a wɔreyɛ saa nyinaa, na wɔn bɔne redɔɔso. Na afei de, n’abufuw aba wɔn so.+
17 Nanso anuanom, bere a yɛne mo ntam tetew bere tiaa bi (ɔhonam mu, ɛnyɛ yɛn koma mu) no, esiane sɛ na yɛn ani agyina mo paa nti, yɛbɔɔ yɛn ho mmɔden biara sɛ yebehu mo anim. 18 Ɛno nti, na yɛpɛ sɛ yɛba mo nkyɛn. Me Paul mpo de, mebɔɔ me ho mmɔden pɛnkoro ne ne mprenu so sɛ anka mɛba, nanso Satan siw yɛn kwan. 19 Na dɛn ne yɛn anidaso anaa yɛn anigye anaa yɛn abotiri a yɛde bɛhoahoa yɛn ho wɔ yɛn Awurade Yesu anim wɔ ne mmae mu? Ɛnyɛ mo?+ 20 Nokwasɛm ni, mone yɛn anuonyam ne yɛn anigye.
3 Enti bere a yɛantumi antwɛn bio no, yehui sɛ eye sɛ yɛn nko ara yɛbɛtena Atene;+ 2 na yɛsomaa Timoteo+ a ɔyɛ yɛn nua ne Onyankopɔn somfo* wɔ Kristo ho asɛmpa mu no, sɛ ɔmmɛhyɛ mo den* na ɔnkyekye mo werɛ mma mo gyidi nyɛ den, 3 sɛnea ɛbɛyɛ a amanehunu yi remma obiara nhinhim. Na mo ankasa munim sɛ yɛrentumi nguan saa amanehunu no.*+ 4 Efisɛ bere a yɛwɔ mo nkyɛn no, na yɛtaa ka kyerɛ mo sɛ amanehunu bɛto yɛn, na sɛnea munim no, ɛno ara na aba mu no.+ 5 Ɛno nti na bere a mantumi antwɛn bio no, mesomaa Timoteo sɛ ɔmmɛhwɛ sɛ moda so redi nokware,+ anaasɛ ebia Ɔsɔhwɛfo*+ no asɔ mo ahwɛ ama yɛn adwumaden no ayɛ ɔkwa.
6 Afei ara na Timoteo afi mo hɔ aba yɛn nkyɛn.+ Wabɛka mo nokwaredi ne mo dɔ ho asɛmpa akyerɛ yɛn, na wama yɛahu sɛ daa mokae yɛn paa, na mo ani agyina sɛ mubehu yɛn, sɛnea yɛn nso yɛn ani agyina sɛ yebehu mo no. 7 Ɛno nti, anuanom, bere a yɛtee mo nka ne nokware a moredi no, ama yɛanya awerɛkyekye wɔ yɛn ahokyere ne yɛn amanehunu nyinaa mu.+ 8 Efisɛ sɛ mugyina pintinn wɔ Awurade mu a, yenya ahoɔden.* 9 Sɛ yɛhwɛ anigye kɛse a mo nti yɛanya wɔ Onyankopɔn anim yi a, yenhu aseda a yɛmfa mma Onyankopɔn mpo. 10 Awia ne anadwo, yɛsrɛ denneennen sɛ yebehu mo anim, na baabi a mo gyidi tɔ sin no, yɛahyɛ no ma.+
11 Yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agya no ankasa, ne yɛn Awurade Yesu mmue kwan mma yɛn, na yentumi mmra mo nkyɛn. 12 Bio nso, Awurade mma mo dɔ mmoro so, yiw, ɔmma munnya ɔdɔ pii mma mo ho+ ne obiara, sɛnea yɛn nso yɛwɔ bi ma mo no, 13 sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma mo koma asi pi, na ayɛ kronkron a asɛm biara nni ho wɔ yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agya anim,+ bere a yɛn Awurade Yesu aba+ a n’akronkronfo nyinaa ka ne ho no.
4 Ne korakora no, anuanom, yɛmaa mo akwankyerɛ ma muhuu sɛnea ɛsɛ sɛ monantew na moasɔ Onyankopɔn ani,+ na saa pɛpɛɛpɛ na moreyɛ. Afei yɛsrɛ mo, na yɛde Awurade Yesu pa mo kyɛw sɛ nea moreyɛ no, monkɔ so nyɛ no kɛse. 2 Na munim akwankyerɛ* a yɛnam Awurade Yesu so de maa mo no.
3 Na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ: Ɛne sɛ mo ho bɛtew,+ na moatwe mo ho afi aguamammɔ* ho.+ 4 Ɛsɛ sɛ mo mu biara hu sɛnea ɔbɛhyɛ n’ankasa nipadua* so+ wɔ ahotew+ ne nidi mu, 5 na ɛnsɛ sɛ ɔyɛ adifudepɛ na ogyaa ne ho ma nna ho akɔnnɔ bɔne+ sɛnea aman a wonnim Onyankopɔn+ yɛ no. 6 Obiara nnyɛ ade nntra nea ɛfata, na onnni ne nua aboro wɔ asɛm yi mu, efisɛ sɛnea yedii kan kaa ho asɛm kyerɛɛ mo na yɛbɔɔ mo kɔkɔ denneennen no, Yehowa* bɛtwe obiara a ɔyɛ saa nneɛma yi aso. 7 Efisɛ ɛnyɛ ɔbra fĩ* nti na Onyankopɔn frɛɛ yɛn, na mmom ahotew+ ntia. 8 Enti nea obu nkyerɛkyerɛ yi animtiaa no, ɛnyɛ onipa na obu no animtiaa, na mmom Onyankopɔn+ a ɔde ne honhom kronkron ma mo no+ na obu no animtiaa.
9 Na onuadɔ+ de, enhia sɛ yɛkyerɛw ho asɛm brɛ mo, efisɛ Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho.+ 10 Nea ɛwom ne sɛ, modɔ anuanom nyinaa wɔ Makedonia baabiara. Nanso anuanom, yetu mo fo sɛ, monkɔ so nyɛ no kɛse. 11 Momfa nsi mo ani so sɛ mobɛtena hɔ komm+ na moadi mo fi asɛm,+ na mode mo nsa ayɛ adwuma,+ sɛnea yɛkyerɛɛ mo no, 12 na moabɔ ɔbra pa ama wɔn a wonni asafo no mu no ahu,*+ na biribiara anhia mo.
13 Afei nso anuanom, yɛmpɛ sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owu mu+ no ho asɛm behintaw* mo, na moanni awerɛhow sɛnea wɔn a aka a wonni anidaso no yɛ no.+ 14 Na sɛ yegye di sɛ Yesu wui na wasɔre bio+ a, ɛnde saa ara nso na Onyankopɔn nam Yesu so de wɔn a wɔawuwu* no bɛka ne* ho aba.+ 15 Na nea yɛnam Yehowa* asɛm so ka kyerɛ mo ne sɛ, yɛn a yɛte ase a yɛbɛtena ase akosi Awurade mmae mu no, yɛrenni wɔn a wɔawuwu* no anim da; 16 efisɛ Awurade ankasa de nteɛm a emu yɛ den, ne ɔbɔfo panyin+ nne, ne Onyankopɔn torobɛnto besian afi soro, na wɔn a wɔawuwu wɔ Kristo mu no bedi kan asɔre.+ 17 Ɛno akyi no, wɔbɛfa yɛn a yɛaka a yɛte ase no, ne wɔn nyinaa, wɔ omununkum mu+ akohyia Awurade+ wɔ wim; na ɛno bɛma yɛne Awurade atena daa.+ 18 Ne saa nti, monkɔ so ara mfa nsɛm yi nkyekye mo werɛ.
5 Afei anuanom, nna no ne mmere no de, enhia sɛ wɔkyerɛw ho biribiara brɛ mo. 2 Na mo ara munim yiye sɛ Yehowa* da+ no reba te sɛ nea ɔkorɔmfo ba anadwo no.+ 3 Sɛ ɛba sɛ wɔreka sɛ: “Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ!”* a, ɛnde mpofirim ara na ɔsɛe bɛba wɔn so prɛko pɛ+ sɛnea awo mu yaw* ba ɔbea a ɔnyem so no; na wɔrentumi nguan da. 4 Nanso anuanom, mo de, munni sum mu na saa da no abɛto mo mpofirim te sɛ nea adekyee hann pue akorɔmfo so no, 5 efisɛ mo nyinaa moyɛ hann mma ne adekyee mma.+ Yɛnyɛ adesae anaa esum dea.+
6 Ɛno nti, mommma yɛnnna te sɛ wɔn a aka no,+ na mmom momma yɛnwɛn+ na yɛmma yɛn ani nna hɔ.+ 7 Efisɛ wɔn a wɔda no, wɔda anadwo, na wɔn a wɔbow nsã no, wɔbow anadwo.+ 8 Na yɛn a yɛyɛ adekyee dea no de, momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo, na yɛnhyɛ nkwagye anidaso no sɛ dade kyɛw.+ 9 Efisɛ Onyankopɔn anyi yɛn sɛ ɔbɛtwe yɛn aso,* na mmom oyii yɛn sɛ yɛmfa Awurade Yesu Kristo so nnya nkwa.+ 10 Owu maa yɛn,+ sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ yɛada* oo, sɛ yɛnnae oo, yɛne no bɛtena nkwa mu.+ 11 Enti monkɔ so nhyehyɛ mo ho nkuran* na monhyehyɛ mo ho den,+ sɛnea moreyɛ no ara.
12 Afei anuanom, yɛsrɛ mo sɛ momfa obu mma wɔn a wɔyɛ adwumaden wɔ mo mu a wodi mo anim wɔ Awurade mu na wotu mo fo no; 13 na esiane adwuma a wɔreyɛ no nti, momfa nidi soronko mma wɔn, na monnɔ wɔn.+ Obiara ne ne yɔnko ntena asomdwoe mu.+ 14 Bere koro no ara, anuanom, yetu mo fo sɛ wɔn a wɔnenam basabasa+ no, mommɔ wɔn kɔkɔ;* wɔn a wɔabotow* no, monkyekye wɔn werɛ; wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, mommoa wɔn; munnya nnipa nyinaa ho abotare.+ 15 Monhwɛ na obiara amfa bɔne antua obiara bɔne so ka,+ na mmom bere nyinaa, obiara nhwehwɛ nea eye mma ne yɔnko ne nnipa a aka nyinaa.+
16 Momma mo ani nnye daa.+ 17 Munnnyae mpaebɔ da.+ 18 Monna ase wɔ biribiara ho.+ Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ wɔ Kristo Yesu mu. 19 Munnnum honhom no gya no.+ 20 Mummmu nkɔmhyɛ animtiaa.+ 21 Monhwehwɛ nneɛma nyinaa mu nhwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa;+ na munso nea eye no mu pintinn. 22 Montwe mo ho mfi bɔne biara ho.+
23 Asomdwoe Nyankopɔn no ankasa ntew mo ho koraa. Na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra* ne mo nipadua a dɛm biara nni ho no yiye, na asɛm biara amma ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mmae no mu.+ 24 Nea ɔrefrɛ mo no yɛ ɔnokwafo, na sɛnea ɛte biara, ɔbɛyɛ.
25 Anuanom, monkɔ so mmɔ mpae mma yɛn.+
26 Momfa mfewano kronkron nkyiakyia anuanom nyinaa.
27 Meka no denneennen kyerɛ mo wɔ Awurade mu sɛ monkenkan krataa yi nkyerɛ anuanom nyinaa.+
28 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.
Ɔno ara na wɔfrɛ no Silas no.
Hwɛ Nkh. A5.
Ebetumi nso akyerɛ, “ɔbrɛ pii mu.”
Anaa “sɛnea ɔbaatan ani ku ɔno ara ne mma ho no.”
Nt., “yɛn ani gyee ho.”
Anaa “yɛde yɛn ankasa kra.”
Ebetumi nso akyerɛ, “obi a ɔne Onyankopɔn yɛ adwuma.”
Anaa “ɔmma mo ase ntim.”
Anaa “munim sɛ ɛsɛ sɛ yehyia saa amanehunu no.”
Anaa “Ɔbonsam.”
Nt., “yenya nkwa.”
Anaa “ahyɛde.”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “anwenne.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “afide.”
Anaa “na moanantew fɛfɛɛfɛ wɔ wɔn a wɔwɔ akyi no anim.”
Anaa “besie.”
Nt., “wɔadeda.”
Kyerɛ sɛ, Yesu.
Hwɛ Nkh. A5.
Nt., “wɔadeda.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “Asomdwoe ne dwoodwoo!”
Anaa “awoko yaw.”
Anaa “Onyankopɔn anyi yɛn sɛ ne bo befuw yɛn.”
Anaa “yɛawuwu.”
Anaa “monkɔ so nkyekye mo ho werɛ.”
Anaa “monkasa nkyerɛ wɔn.”
Anaa “wɔn a wɔn aba mu abu.” Nt., “wɔn a wɔn kra sua.”
Anaa “nkwa.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.