Atemmufoɔ
16 Da bi Samson kɔɔ Gasa+ kɔhunuu ɔbaa dwamanfoɔ bi wɔ hɔ, na ɔkɔɔ ne nkyɛn.+ 2 Afei wɔbɔɔ Gasafoɔ amanneɛ sɛ: “Samson aba ha.” Enti wɔtwaa ne ho hyiaeɛ,+ na wɔtɛɛ no anadwo mũ nyinaa wɔ kuro no pono ano.+ Na wɔyɛɛ komm anadwo no kaa sɛ: “Sɛ animu tete ara pɛ a, yɛbɛku no.”+
3 Nanso Samson daa hɔ kɔsii dasuom, na ɔsɔre kɔtuu kuro no pono+ ne n’adum mmienu no ne n’adaban nyinaa, na ɔde too ne mmatiri+ foro kɔɔ bepɔ a ɛwɔ Hebron+ anim no so.
4 Ɛno akyi no, n’ani bɛgyee ɔbaa bi a wɔfrɛ no Delila+ ho wɔ Sorek bɔn mu. 5 Afei Filistifoɔ ahemfo+ no baa ɔbaa no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Daadaa+ no na hunu dekodeɛ a n’ahoɔden kɛseɛ no firi mu, ne deɛ yɛde bɛnya no ne deɛ yɛde bɛkyekyere no adi ne soɔ. Na yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbena apem ne ɔha.”+
6 Berɛ bi akyi no, Delila bisaa Samson sɛ: “Mesrɛ wo, kyerɛ me dekodeɛ a w’ahoɔden kɛseɛ no firi mu, na ɛdeɛn na sɛ obi de kyekyere wo a, ɔbɛtumi adi wo soɔ?”+ 7 Ɛnna Samson ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wɔde nhoma+ mono nson a ɛnwoeɛ kyekyere me a, mɛhodwo na mayɛ sɛ onipa biara.” 8 Enti Filistifoɔ ahemfo+ no de nhoma mono a ɛnwoeɛ nson brɛɛ no, na ɔde kyekyeree no. 9 Saa berɛ yi na mmarima bi tetɛ ɔbaa no dan mu,+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Samson, Filistifoɔ+ no reba wo so!” Na ɔtee nhoma no mu mmienu te sɛ asaawa a egya aka no ama emu ate mmienu.+ Enti wɔanhunu deɛ n’ahoɔden no fire.+
10 Ɛnna Delila+ ka kyerɛɛ Samson sɛ: “Hwɛ, woredi me ho fɛ, na wompɛ sɛ woka nokorɛ kyerɛ me.+ Mesrɛ wo, kyerɛ me dekodeɛ a wɔbɛtumi de akyekyere woɔ.” 11 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wɔde ntampehoma foforɔ a wɔmfa nyɛɛ hwee da kyekyere me a, mɛhodwo na mayɛ sɛ onipa biara.” 12 Enti Delila faa ntampehoma de kyekyeree no, na ɔkaa sɛ: “Samson, Filistifoɔ no reba wo so!” Saa berɛ yi nyinaa na mmarima no tetɛ dan no mu.+ Na Samson tee mu mmienu te sɛ asaawa bi.+
13 Afei Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ: “Woda so ara redi me ho fɛ, na wompɛ sɛ woka nokorɛ kyerɛ me.+ Kyerɛ me adeɛ a wɔbɛtumi de akyekyere woɔ.”+ Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa ahoma+ nwene me tiri so mmɛsa nson no bom.” 14 Enti ɔde akoroteaa bɔɔ mu na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Samson, Filistifoɔ no reba wo so!”+ Na ɔnyaneeɛ, na ɔyii akoroteaa ne ahoma no.
15 Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wosɔre a wose, ‘Medɔ wo,’+ nanso w’akoma nni me ho. Mprɛnsa nie a woadi me ho fɛ, na wonkyerɛɛ me baabi a w’ahoɔden yi nyinaa fire.”+ 16 Na ɔde asɛm no dwan ne ho+ daa maa ne kra ho yeraa no, na ɔnyaa owuo mpo a anka ɔpɛ.+ 17 Enti afei ɔkaa n’akomam+ nsɛm nyinaa kyerɛɛ no sɛ: “Yiwan+ nkaa me ti da, ɛfiri sɛ mefiri me maame yafunu mu+ ara pɛ na mebɛyɛɛ Nasirini maa Onyankopɔn. Sɛ meyi me tiri nwi a, m’ahoɔden nyinaa bɛkɔ, na mɛhodwo na mayɛ sɛ nnipa a aka nyinaa.”+
18 Berɛ a Delila hunuu sɛ waka n’akomam nsɛm nyinaa akyerɛ no no, ntɛm ara na ɔsoma kɔfrɛɛ Filistifoɔ ahemfo+ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra, na waka n’akomam nsɛm nyinaa akyerɛ me.”+ Enti Filistifoɔ ahemfo no baa ne nkyɛn de sika no brɛɛ no.+ 19 Afei ɔdedaa no ne srɛ so. Na ɔfrɛɛ ɔbarima bi maa ɔbɛtwitwaa mmɛsa nson no firii ne tiri so, na ɔbaa no firii aseɛ hyɛɛ ne so. Na n’ahoɔden firii aseɛ kɔeɛ. 20 Afei ɔkaa sɛ: “Samson, Filistifoɔ no reba wo so!” Enti ɔnyaneeɛ na ɔkaa sɛ: “Mɛfiri adi sɛ kane no+ akɔwoso me ho.” Nanso na ɔnnim sɛ Yehowa atwe ne ho afiri ne ho.+ 21 Enti Filistifoɔ no kyee no tutuu n’ani,+ na wɔde no kɔɔ Gasa+ de kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn+ mmienu guu no. Na wɔmaa no yam+ ayuo wɔ afiase.+ 22 Nanso berɛ a wɔyii ne tiri nwi no ankyɛ biara na ɛfirii aseɛ fuu pii.+
23 Na Filistifoɔ ahemfo no hyiaeɛ, na wɔbɔɔ afɔdeɛ kɛseɛ maa wɔn nyame Dagon,+ na wɔgyee wɔn ani kaa sɛ: “Yɛn nyame de yɛn tamfo Samson ahyɛ yɛn nsa!”+ 24 Berɛ a ɔman no hunuu no no wɔhyɛɛ wɔn nyame no animuonyam,+ na wɔkaa sɛ: “Yɛn nyame de yɛn tamfo no ahyɛ yɛn nsa,+ deɛ ɔsɛe yɛn asase+ na ɔkunkum yɛn nkurɔfoɔ pii no.”+
25 Berɛ a wɔn ani agyeɛ+ no, wɔkaa sɛ: “Monkɔfa Samson mmra na ɔmmɛgyegye yɛn ani.”+ Na wɔkɔfaa Samson firii afiase baa sɛ ɔmmɛgoro nkyerɛ wɔn;+ na wɔde no gyinaa adum no ntam. 26 Ɛnna Samson ka kyerɛɛ abarimaa a ɔkura ne nsa no sɛ: “Ma mensɔ adum a ɛdan yi gyina soɔ no mu na memfa me ho ntwere.” 27 (Saa berɛ yi na mmarima ne mmaa ahyɛ fie hɔ mã a Filistifoɔ ahemfo nyinaa wɔ hɔ bie;+ ná mmarima ne mmaa bɛyɛ mpem mmiɛnsa wɔ dan no atifi rehwɛ Samson berɛ a ɔregyegye wɔn ani no.)+
28 Afei Samson+ srɛɛ Yehowa+ sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn Yehowa, Awurade Tumfoɔ, mesrɛ wo kae me+ na hyɛ me den+ saa berɛ yi nko ara, na mentua Filistifoɔ ka, m’ani mmienu yi mu baako ho.”+
29 Afei Samson sosɔɔ adum mmienu a ɛwɔ mfimfini a ɛdan no gyina soɔ no mu, ne nifa kura baako mu na ne benkum kura baako nso mu. 30 Na Samson kaa sɛ: “Me kra ne Filistifoɔ yi nwu.”+ Ɛnna ɔde n’ahoɔden nyinaa kuntunuu ne mu, na ɛdan no dwiri guu ahemfo no ne nnipa a wɔwɔ hɔ nyinaa so.+ Enti nnipa a ɔkum wɔn ne wuda dɔɔso sene wɔn a ɔkum wɔn ne nkwa nna mu.+
31 Akyire yi ne nuanom ne ne papa fiefoɔ bɛfaa no kɔsiee no ne papa Manoa+ asieeɛ wɔ Sora+ ne Estaol+ ntam. Ɔbuu Israel atɛn mfeɛ aduonu.+