Mmebusɛm
20 Nsã yɛ ɔfɛdifoɔ,+ mmosã yɛ otutupɛfoɔ;+ obiara a ɛde no yɛ akoa no nnim nyansa.+
2 Ɔhene ho hu te sɛ gyata a ɔbobom.+ Obiara a ɔhyɛ no abufuo no yɛ ne kra+ bɔne.
3 Ɛyɛ animuonyam sɛ onipa bɛtwe ne ho afiri akasakasa ho,+ na ɔkwasea deɛ, ɔde ne tiri wura mu.+
4 Awɔ nti ɔkwadwofoɔ nnɔ;+ ɔbɛsrɛsrɛ adeɛ twaberɛ, nanso ɔrennya hwee.+
5 Onipa akomam nsusuiɛ te sɛ nsuo a emu dɔ,+ na nhunumufoɔ na ɔbɛsa.+
6 Nnipa pii de wɔn ano bɔ adɔeɛ ho dawuro,+ nanso ɔnokwafoɔ deɛ, ne ho yɛ nã sɛ!+
7 Ɔteneneeni nam ne mũdie* mu.+ Anigyeɛ ne ne mma a wɔbɛba wɔ n’akyi.+
8 Ɔhene te atemmuo adwa so,+ na n’ani na ɔde hu bɔne guo.+
9 Hwan na ɔbɛtumi aka sɛ: “Mate m’akomam;+ mahohoro me bɔne”?+
10 Nkariboɔ ahodoɔ mmienu ne efa susudeɛ ahodoɔ mmienu+—ne nyinaa yɛ Yehowa akyiwadeɛ.+
11 Abɔfra mpo, wɔde ne nneyɛɛ na ɛhunu sɛ ne nnwuma ho te na ɛtene.+
12 Asõ a ɛte asɛm ne aniwa a ɛhunu adeɛ—Yehowa na ɔyɛɛ ne mmienu nyinaa.+
13 Mma nna nnyɛ wo dɛ, na anhia wo.+ Bue w’ani; ma aduane mmee wo.+
14 Ɔdetɔfoɔ ka sɛ, “ɛnyɛ, ɛnyɛ!” na ɔdane ne ho kɔ,+ afei ɔhoahoa ne ho.+
15 Sika wɔ hɔ, na mmota pii nso wɔ hɔ; nanso nimdeɛ ano yɛ anwenneɛ a ne boɔ yɛ den.+
16 Deɛ ɔdi ɔhɔhoɔ agyinamu no, gye ne ntoma;+ ɔbarima a ɔkɔdi ɔbaa huhuni akyi no, gye no awowadeɛ.+
17 Aduane a wɔnam nkontompo so nya no yɛ onipa dɛ,+ nanso akyire yi, mmoseaa yɛ n’anom mã.+
18 Agyinatuo na ɛma tirimbɔ gyina;+ fa akwankyerɛ pa kɔ wo sa.+
19 Deɛ ɔnenam sɛe nkurɔfoɔ din no yi atirimusɛm adi;+ na wo ne deɛ n’ano nna nnnya twaka biara.+
20 Obiara a ɔdome ne papa ne ne maame+ no, ne kanea bɛdum esum mu.+
21 Agyapadeɛ a wɔde anibereɛ nya+ no, n’awieeɛ renyɛ nhyira.+
22 Nka sɛ: “Mɛtua bɔne so ka!”+ Fa w’ani to Yehowa so,+ na ɔbɛgye wo.+
23 Nkariboɔ ahodoɔ mmienu yɛ Yehowa akyiwadeɛ,+ na nsisie nsania nso, ɛnyɛ.+
24 Ɔbarima anammɔntutuo firi Yehowa.+ Ɔdasani deɛ, ɔbɛyɛ dɛn ahunu ne kwan mu?+
25 Ɛyɛ fidie ma ɔdasani sɛ ɔde ahoperɛ bɛka sɛ, “Ɛyɛ ade kronkron!”+ na ɔbɛhyɛ bɔ+ ansa na wahwehwɛ mu.+
26 Ɔhene nyansafoɔ hu abɔnefoɔ gu,+ na ɔde ntwahonan fa wɔn so.+
27 Ɔdasani home+ ne Yehowa kanea, ɛhwehwɛ deɛ ɛwɔ onipa mu+ nyinaa.
28 Adɔeɛ ne nokorɛ—ɛbɔ ɔhene ho ban;+ na adɔeɛ so na n’ahennwa tim.+
29 Mmeranteɛ ahoɔfɛ ne wɔn ahoɔden,+ na nkɔkoraa animuonyam ne wɔn atifi dwono.+