א [Aleph]
119 Anigyeɛ ne wɔn a wɔn abrabɔ ho twa
Na wɔde Yehowa mmara yɛ adwuma.+
2 Anigyeɛ ne wɔn a wɔdi ne nkaesɛm so+
Na wɔde wɔn akoma nyinaa hwehwɛ no.+
3 Wɔmfa wɔn ho nhyɛ deɛ ɛntene biara mu;
Wɔnante n’akwan so.+
4 Woaka akyerɛ yɛn sɛ
Yɛnhwɛ nni w’ahyɛdeɛ so yie.+
5 O sɛ anka m’akwan retim+
Ma madi w’ahyɛdeɛ so ɛ!
6 Anka meresua wo mmara nsɛm biara a,
M’ani renwu.+
7 Sɛ mesua w’atemmusɛm a ɛtene a,
Mede akoma a emu teɛ bɛyi wo ayɛ.
8 Mɛdi w’ahyɛdeɛ so.
Nnya me koraa.
ב [Beth]
9 Aberanteɛ bɛyɛ dɛn ama n’abrabɔ ho ateɛ?
Ɛne sɛ ɔbɛhwɛ de w’asɛm abɔ ne bra.+
10 M’akoma nyinaa na mede hwehwɛ wo.
Mma menntwe me ho mmfiri wo mmara nsɛm ho.+
11 Mede wo nsɛm sie m’akoma mu+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a merenyɛ bɔne ntia wo.+
12 O Yehowa, ayeyie nka wo.
Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.
13 Atemmusɛm a woaka nyinaa
Maka ho asɛm.
14 Sɛdeɛ medi wo nkaesɛm ho ahurisie no,+
Ɛkyɛn sɛdeɛ medi ahonyadeɛ foforɔ biara ho ahurisie.+
15 Mɛdwendwene w’ahyɛdeɛ ho,+
Na mede m’ani bɛsi w’akwan so.+
16 W’ahyɛdeɛ da m’akoma so.
Me werɛ remfi w’asɛm.+
ג [Gimel]
17 Wo ne w’akoa nni no yie
Na mennya nkwa na menni w’asɛm so.+
18 Bue m’ani na menhu
Anwanwasɛm a ɛwɔ wo mmara mu.
19 Me deɛ, mayɛ ɔhɔhoɔ wɔ asaase no so.+
Mfa wo mmara nsɛm nhinta me.
20 Daa nyinaa
W’atemmusɛm na m’ani gyina.
21 Woka ahantanfoɔ anim,
Wɔn a nnome wɔ wɔn so a wɔmane firi wo mmara nsɛm ho no.+
22 Yi animguaseɛ ne animtiabuo firi me so,
Ɛfiri sɛ madi wo nkaesɛm so.
23 Sɛ adehyeɛ mma hyiam na wɔkasa tia me mpo a,
W’akoa deɛ, w’ahyɛdeɛ ho na medwene.
24 Wo nkaesɛm da m’akoma so;+
Ɛno na ɛtu me fo.+
ד [Daleth]
25 Dɔteɛ mu na meda.+
Kora me nkwa so sɛdeɛ w’asɛm teɛ.+
26 Mema wohuu m’akwan mu, na woboaa me.
Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.+
27 Ma mente w’ahyɛdeɛ ase,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛdwendwene w’anwanwadwuma ho.+
28 Awerɛhoɔ nti mentumi nna.
Hyɛ me den sɛdeɛ w’asɛm kyerɛ.
29 Mma memmfa nnaadaa kwan so;+
Fa wo mmara dom me.
30 Mayi nokorɛ kwan.+
Mebu w’atemmusɛm sɛ ɛtene.
31 Mebata wo nkaesɛm ho.+
O Yehowa, mma me nsa nnsi fam.+
32 Mɛdi wo mmara nsɛm so ntɛm,
Ɛfiri sɛ woma no nya baabi tena wɔ m’akoma mu.
ה [He]
33 O Yehowa, kyerɛkyerɛ me+ na menni w’ahyɛdeɛ so,
Na mɛdi so akɔsi aseɛ.+
34 Ma mennya nteaseɛ
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mede wo mmara bɛyɛ adwuma,
Na mede m’akoma nyinaa adi so.
35 Fa wo mmara nsɛm kyerɛ me kwan,+
Ɛfiri sɛ ɛno na m’ani gye ho.
36 Ma m’akoma nkɔ wo nkaesɛm so;
Mma no nnkɔ adufudepɛ so.+
37 Mma memmfa m’ani nnhwɛ ahuhudeɛ;+
Fa me fa wo kwan so na mennya nkwa.
38 Ɛbɔ a woahyɛ w’akoa no, ma no mmra mu
Na ama nnipa asuro wo.
39 Mesuro animguaseɛ, enti ma no mpare me,
Ɛfiri sɛ w’atemmuo tene.+
40 Hwɛ sɛdeɛ m’ani agyina w’ahyɛdeɛ.
Wo tenenee nti, kora me nkwa so.
ו [Waw]
41 O Yehowa, ma menhu wo dɔ a ɛnni hwammɔ;+
Ma menhu wo nkwagyeɛ sɛdeɛ woahyɛ bɔ no;+
42 Ɛno bɛma manya asɛm abua deɛ ɔtwa me adapaa,
Ɛfiri sɛ mede me ho ato w’asɛm so.
43 Mma nokwasɛm mmpa m’anom da,
Ɛfiri sɛ w’atemmuo na m’ani da so.
44 Da biara mɛdi wo mmara so;
Mɛdi so daa daa.+
45 Baabi a mɛnante no, bɔne biara renka me,+
Ɛfiri sɛ w’ahyɛdeɛ na mehwehwɛ.
46 Mɛka wo nkaesɛm wɔ ahemfo anim,
Na meremfɛre.+
47 Wo mmara nsɛm da m’akoma so;
Mewɔ ho anigyeɛ kɛseɛ.+
48 Wo mmara nsɛm ho anigyeɛ kɛseɛ a mewɔ nti,+ mɛma me nsa so akyerɛ wo,
Na w’ahyɛdeɛ ho na mɛdwendwene.+
ז [Zayin]
49 Kae asɛm a woaka akyerɛ w’akoa no;
Ɛno na wonam so ma me anidasoɔ.
50 Wei ne awerɛkyekyerɛ a manya no m’amanehunu mu,+
Ɛfiri sɛ wo nsɛm na akora me nkwa so.
51 Ahantanfoɔ di me ho fɛ paa,
Nanso memmane mfiri wo mmara ho.+
52 O Yehowa, w’atemmusɛm a ɛwɔ hɔ firi tete no, mekae,+
Na ɛma me awerɛkyekyerɛ.+
53 Nnebɔneyɛfoɔ a wɔagya wo mmara nti,
Abufuo ahyɛ me ma.+
54 Baabi a mɛtena biara,
W’ahyɛdeɛ na mede yɛ nnwom.
55 O Yehowa, ɛduru anadwo a, mekae wo din+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛdi wo mmara so.
56 Wei na daa meyɛ,
Ɛfiri sɛ medi w’ahyɛdeɛ so.
ח [Heth]
57 Yehowa ne me kyɛfa;+
Mahyɛ bɔ sɛ mɛdi w’asɛm so.+
58 Mede m’akoma nyinaa yɛ deɛ ɛbɛsɔ w’ani.+
Ma mennya w’anim adom+ sɛdeɛ wo bɔhyɛ teɛ.
59 Mahwehwɛ m’akwan mu
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛsan anante wo nkaesɛm mu.+
60 Metutu mmirika de wo mmara nsɛm yɛ adwuma;
Mentwentwɛn me nan ase.+
61 Nnebɔneyɛfoɔ nhoma atwa me ho ahyia,
Nanso me werɛ mfii wo mmara.+
62 W’atemmusɛm a ɛtene nti,
Mesɔre dasuom da wo ase.+
63 Wɔn a wɔsuro wo nyinaa yɛ me nnamfo;
Wɔne wɔn a wɔdi w’ahyɛdeɛ so.+
64 O Yehowa, wo dɔ a ɛnni hwammɔ ahyɛ asaase so ma.+
Kyerɛ me w’ahyɛdeɛ.
ט [Teth]
65 O Yehowa, wo ne w’akoa adi no yie,
Wo ne no adi no sɛdeɛ w’asɛm teɛ.
66 Kyerɛ me nyansa ne nimdeɛ,+
Ɛfiri sɛ wo mmara nsɛm na magye adi.
67 Ansa na mereba ahohia mu no, na metaa di mfomsoɔ,
Nanso seesei deɛ, medi w’asɛm so.+
68 Woyɛ,+ na wo nnwuma yɛ papa.
Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.+
69 Ahantanfoɔ de atorɔ adware me.
Nanso mede m’akoma nyinaa di w’ahyɛdeɛ so.
70 Wɔn akoma yɛ den.+
Nanso me deɛ, wo mmara da m’akoma so.+
71 Ɛyɛ sɛ makɔ ahohia mu;+
Ɛbɛma masua w’ahyɛdeɛ.
72 Mmara a woahyɛ no yɛ ma me;+
Ɛyɛ sene sika kɔkɔɔ ne dwetɛ mpempem.+
י [Yod]
73 Wo nsa na ɛyɛɛ me na ɛsiesiee me kama.
Ma mennya nteaseɛ
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛhu wo mmara nsɛm mu yie.+
74 Wɔn a wɔsuro wo no hu me a, wɔdi ahurisie,
Ɛfiri sɛ m’ani da w’asɛm so.+
75 O Yehowa, menim sɛ w’atemmusɛm tene,+
Na wo nokorɛdie nti, wotenee me so.+
76 Sɛdeɛ woahyɛ w’akoa bɔ no,
Mesrɛ wo, ma wo dɔ a ɛnni hwammɔ+ nkyekye me werɛ.
77 Hu me mmɔbɔ na mentena nkwa mu,+
Ɛfiri sɛ wo mmara da m’akoma so.+
78 Ma ahantanfoɔ ani nwu,
Ɛfiri sɛ wɔyɛ me bɔne berɛ a menyɛɛ wɔn hwee.
Me deɛ, w’ahyɛdeɛ na mɛdwendwene ho.+
79 Wɔn a wɔsuro wo a wɔnim wo nkaesɛm no,
Ma wɔnsan mmra m’afã.
80 Ma memfa m’akoma nyinaa nni w’ahyɛdeɛ so,+
Na m’ani anwu.+
כ [Kaph]
81 M’ani agyina wo nkwagyeɛ;+
Ɛfiri sɛ m’ani da w’asɛm so.
82 M’ani agyina w’asɛm,+
Na ɛma meka sɛ: “Da bɛn na wobɛkyekye me werɛ?”+
83 Mayɛ sɛ kotokuo a asɛn wisie mu awo.
Nanso me werɛ mfii w’ahyɛdeɛ.+
84 Wobɛma w’akoa atwɛn akɔsi da bɛn?
Wɔn a wɔtan m’ani no, da bɛn na wobɛbu wɔn atɛn?+
85 Ahantanfoɔ a wɔnni wo mmara so
Tutu amena de sum me fidie.
86 Wo mmara nsɛm nni hwammɔ da.
Boa me, na nkurɔfoɔ retan m’ani kwa!+
87 Ɛkaa kakraa bi anka wɔreyi me afiri asaase so,
Nanso mantwe me ho amfiri w’ahyɛdeɛ ho.
88 Wo dɔ a ɛnni hwammɔ nti, kora me nkwa so,
Na ama madi nkaesɛm a wode ama me no so.
ל [Lamed]
89 O Yehowa, w’asɛm bɛtena hɔ
Akɔsi daa wɔ soro.+
90 Wo nokorɛdie wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.+
Wode asaase atim hɔ pintinn, na ɛbɛtena hɔ daa.+
91 W’atemmusɛm nti na atena hɔ abɛsi nnɛ,
Ɛfiri sɛ abɔdeɛ nyinaa som wo.
92 Sɛ ɛnyɛ wo mmara a ɛda m’akoma so a,
Anka ahohia aku me.+
93 Me werɛ remfi w’ahyɛdeɛ da,
Ɛfiri sɛ ɛno na wode kora me nkwa so.+
94 Meyɛ wo dea; gye me nkwa,+
Ɛfiri sɛ mahwehwɛ w’ahyɛdeɛ.+
95 Nnebɔneyɛfoɔ pɛ sɛ wɔsɛe me,
Nanso wo nkaesɛm na mema m’adwene kɔ so.
96 Mahu sɛ nneɛma a ɛwie pɛyɛ no, ɛnni mu nkɔsi aseɛ.
Nanso wo mmara nsɛm deɛ, sɛdeɛ ɛdi mu no nni ano.
מ [Mem]
97 Hwɛ sɛdeɛ medɔ wo mmara!+
Da mu nyinaa, ɛno na medwene ho.+
98 Wo mmara nsɛm ma mehu nyansa sene m’atamfo,+
Ɛfiri sɛ ɛka me ho daa.
99 Mewɔ nhunumu sene m’akyerɛkyerɛfoɔ nyinaa,+
Ɛfiri sɛ medwene wo nkaesɛm ho.
100 Sɛdeɛ meyɛ m’adeɛ no kyerɛ sɛ mewɔ nteaseɛ kyɛn mpanimfoɔ,
Ɛfiri sɛ medi w’ahyɛdeɛ so.
101 Meremfa kwammɔne biara so+
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛtumi adi w’asɛm so.
102 Memmane mfiri w’atemmusɛm ho,
Ɛfiri sɛ wo na woakyerɛkyerɛ me.
103 Wo nsɛm yɛ fremfrem wɔ me dodom;
Ɛsene ɛwoɔ wɔ m’anom!+
104 W’ahyɛdeɛ nti, mede nteaseɛ bɔ me bra;+
Ɛno nti na mekyiri nnaadaa kwan biara no.+
נ [Nun]
105 W’asɛm yɛ me nan ase kanea,
Ne me kwan so hann.+
106 Maka ntam, na mɛdi so;
Mɛdi w’atemmusɛm a ɛtene no so.
107 Mahunu amane dodo.+
O Yehowa, kora me nkwa so sɛdeɛ w’asɛm teɛ.+
108 O Yehowa, mesrɛ wo, ma w’ani nsɔ ayeyie a ɛfiri m’akoma mu,+
Na kyerɛkyerɛ me w’atemmusɛm.+
109 Me nkwa da asiane mu da biara da;
Nanso me werɛ mfii wo mmara.+
110 Nnebɔneyɛfoɔ asum me fidie,
Nanso memmane mfirii w’ahyɛdeɛ ho.+
111 Wo nkaesɛm na mede yɛ m’agyapadeɛ daa,
Ɛfiri sɛ ɛno na ɛma m’akoma ani gye.+
112 Masi me bo sɛ mɛdi w’ahyɛdeɛ so
Da biara akɔsi awieeɛ.
ס [Samekh]
113 Mekyiri nnipa a wɔmfa wɔn akoma nyinaa nni w’akyi;+
Medɔ wo mmara.+
114 Wone me hintabea ne me kyɛm,+
Ɛfiri sɛ m’ani da w’asɛm so.+
115 Nnebɔneyɛfoɔ, momfiri me so nkɔ+
Na menni me Nyankopɔn mmara nsɛm so.
116 Sɛdeɛ wohyɛɛ me bɔ no, sɔ me mu,+
Na mentena nkwa mu;
Mma m’anidasoɔ nnyɛ kwa.+
117 Sɔ me mu na mennya nkwa;+
Ɛno bɛma mede m’ani asi w’ahyɛdeɛ so daa.+
118 Wɔn a wɔmane firi w’ahyɛdeɛ ho nyinaa, wopo wɔn,+
Ɛfiri sɛ wɔyɛ nkontompofoɔ ne nnaadaafoɔ.
119 Woto asaase so nnebɔneyɛfoɔ nyinaa gu te sɛ ade fĩ.+
Ɛno nti na medɔ wo nkaesɛm no.
120 Wo ho hu ma me ho popo;
W’atemmusɛm ma mebɔ hu.
ע [Ayin]
121 Mabu atɛntenenee na mayɛ deɛ ɛtene.
Nnya me nhyɛ wɔn a wɔtan m’ani no nsa.
122 Ma w’akoa awerɛhyɛmu sɛ ɛbɛsi no yie.
Mma ahantanfoɔ nntan m’ani.
123 Wo nkwagyeɛ ne wo bɔhyɛ a ɛtene no,
Matwɛn abrɛ.+
124 Da wo dɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ w’akoa,+
Na kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.+
125 Meyɛ w’akoa; ma mennya nteaseɛ,+
Na ama mahu wo nkaesɛm mu yie.
126 Berɛ aduru sɛ Yehowa keka ne ho,+
Ɛfiri sɛ wɔabu wo mmara so.
127 Anokwa, medɔ wo mmara nsɛm
Kyɛn sika kɔkɔɔ anaa sika kɔkɔɔ amapa mpo!+
128 Ne saa nti akwankyerɛ biara a ɛfiri wo hɔ no, mebu no sɛ ɛtene;+
Mekyiri nnaadaa kwan biara.+
פ [Pe]
129 Wo nkaesɛm yɛ nwanwa.
Ɛno nti na medi so.
130 Wo nsɛm so bue a, ɛma hann,+
Na ɛma deɛ ɔnni nimdeɛ te nneɛma ase.+
131 M’ani agyina wo mmara nsɛm,
Ɛfiri sɛ mewɔ ho akɔnnɔ paa.+
132 Twa w’ani bɛhwɛ me, na dom me,+
Sɛdeɛ wobu atɛn ma wɔn a wɔdɔ wo din no.+
133 Fa w’asɛm gyegye me taataa;
Mma adebɔne biara nnni me so.+
134 Gye me firi nnipa a wɔtan m’ani nsam,
Na mɛdi w’ahyɛdeɛ so.
135 Te w’anim ma w’akoa,+
Na kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.
136 Wo mmara so a nnipa nni nti,
Mete nisuo waawaa.+
צ [Tsade]
137 O Yehowa, wotene,+
Na w’atemmuo nso tene.+
138 Wo nkaesɛm tene,
Na ɛnni hwammɔ da.
139 Wo som ho mmɔdemmɔ amene me,+
Ɛfiri sɛ m’atamfo werɛ afi wo nsɛm.
140 W’asɛm yɛ deɛ wɔasɔne so yie,+
Na w’akoa ani gye ho paa.+
141 Meyɛ nipahunu a wɔmfa me nyɛ hwee,+
Nanso me werɛ mfii w’ahyɛdeɛ.
142 Wo tenenee yɛ daa tenenee,+
Na wo mmara yɛ nokorɛ.+
143 Ahohia ne ahokyerɛ ba me so,
Nanso wo mmara nsɛm deɛ, ɛda m’akoma so daa.
144 Wo nkaesɛm tene afebɔɔ.
Ma mennya nteaseɛ+ na makɔ so atena nkwa mu.
ק [Qoph]
145 Mede m’akoma nyinaa frɛ wo. O Yehowa, gye me so.
W’ahyɛdeɛ so na mɛdi.
146 Wo na mesu frɛ wo; gye me!
Mɛdi wo nkaesɛm so.
147 Mesɔre ahomakye su hwehwɛ ɔboafoɔ.+
Ɛfiri sɛ m’ani da w’asɛm so.
148 Mesɔre anadwo dasuom
Na matumi adwendwene w’asɛm ho.+
149 Wo dɔ a ɛnni hwammɔ nti, tie me nne.+
O Yehowa, kora me nkwa so sɛdeɛ w’atemmusɛm teɛ.
150 Wɔn a wɔyɛ aniwudeɛ no reba me so;
Wɔamane afiri wo mmara ho koraa.
151 O Yehowa, wobɛn me,+
Na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ.+
152 Wo nkaesɛm a wode atim hɔ afebɔɔ no,+
Mehunuiɛ nyɛ nnɛ.
ר [Resh]
153 Hwɛ m’amanehunu na gye me,+
Ɛfiri sɛ me werɛ mfii wo mmara.
154 Di m’asɛm ma me na gye me;+
Sɛdeɛ woahyɛ bɔ no, kora me nkwa so.
155 Nkwagyeɛ ne nnebɔneyɛfoɔ ntam ware,
Ɛfiri sɛ wɔnhwehwɛɛ w’ahyɛdeɛ.+
156 O Yehowa, wo mmɔborɔhunu dɔɔso.+
Sɛdeɛ w’atemmusɛm teɛ no, kora me nkwa so.
157 M’atamfo ne wɔn a wɔne m’ani nhyia dɔɔso.+
Nanso memmane mfirii wo nkaesɛm ho.
158 Nnebɔneyɛfoɔ ho yɛ me abofono,
Ɛfiri sɛ wɔnni w’asɛm so.+
159 Hwɛ sɛdeɛ medɔ w’ahyɛdeɛ!
O Yehowa, wo dɔ a ɛnni hwammɔ nti, kora me nkwa so.+
160 W’asɛm nyinaa yɛ nokorɛ,+
Na w’atemmusɛm a ɛtene no nyinaa nso wɔ hɔ daa.
ש [Sin] anaa [Shin]
161 Adehyeɛ mma tan m’ani+ kwa,
Nanso me deɛ, mewɔ obuo kɛseɛ ma wo nsɛm.+
162 Medi w’asɛm ho ahurisie+
Te sɛ obi a wanya agyapadeɛ kɛseɛ.
163 Mekyiri nkontompo; ɛyɛ me tan.+
Medɔ wo mmara.+
164 W’atemmusɛm a ɛtene nti,
Meyi wo ayɛ mprɛ nson da koro.
165 Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoeɛ pii;+
Biribiara rentumi nto wɔn suntidua.
166 O Yehowa, m’ani da wo nkwagyeɛ nnwuma so,
Na medi wo mmara nsɛm so.
167 Medi wo nkaesɛm so;
Menni ho agorɔ koraa.+
168 Medi w’ahyɛdeɛ ne wo nkaesɛm so;
Deɛ meyɛ nyinaa, w’ani tua.+
ת [Taw]
169 O Yehowa, tie me sufrɛ.+
Sɛdeɛ w’asɛm teɛ no, ma mennya nteaseɛ.+
170 Ma me nkotosrɛ nnuru w’anim.
Sɛdeɛ woahyɛ me bɔ no, gye me.
171 Ma ayeyie nyɛ m’anom ma,+
Ɛfiri sɛ wo na wokyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.
172 Ma me kɛtrɛma mfa w’asɛm nto dwom,+
Ɛfiri sɛ wo mmara nsɛm nyinaa tene.
173 Fa wo nsa sɔ me mu boa me,+
Ɛfiri sɛ masi gyinaeɛ sɛ mɛdi w’ahyɛdeɛ so.+
174 O Yehowa, m’ani agyina wo nkwagyeɛ,
Na wo mmara nso da m’akoma so.+
175 Ma mentena nkwa mu na matumi ayi wo ayɛ;+
Fa w’atemmuo di boa me.
176 Mafom kwan sɛ odwan a wayera.+ Hwehwɛ w’akoa,
Ɛfiri sɛ me werɛ mfii wo mmara nsɛm.+