MATEO TWERƐTOHƆ
1 Abraham ba,+ Dawid ba+ Yesu Kristo* ho abakɔsɛm* nwoma:
Isak woo Yakob;+
Yakob woo Yuda+ ne ne nuanom;
3 Yuda ne Tamar woo Peres ne Sera;+
Peres woo Hesron;+
Hesron woo Ram;+
4 Ram woo Aminadab;
Aminadab woo Naason;+
Naason woo Salmon;
Boas ne Rut+ woo Obed;
Obed woo Yese;+
Dawid ne Uria yere woo Solomon;+
Rehoboam woo Abia;
Abia woo Asa;+
Yehosafat woo Yehoram;+
Yehoram woo Usia;
Yotam woo Ahas;+
Ahas woo Hesekia;+
Manase woo Amon;+
Amon woo Yosia;+
11 Yosia+ woo Yekonia+ ne ne nuanom berɛ a wɔde wɔn kɔɔ Babilon+ no.
12 Berɛ a wɔde wɔn kɔɔ Babilon akyi no, Yekonia woo Sealtiel;
Sealtiel woo Serubabel;+
13 Serubabel woo Abihud;
Abihud woo Eliakim;
Eliakim woo Asor;
14 Asor woo Sadok;
Sadok woo Akim;
Akim woo Elihud;
15 Elihud woo Eleasar;
Eleasar woo Matan;
Matan woo Yakob;
16 Yakob woo Maria kunu Yosef. Maria na ɔwoo Yesu+ a wɔfrɛ no Kristo+ no.
17 Enti awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa, ɛfiri Abraham so bɛsi Dawid so no yɛ awoɔ ntoatoasoɔ 14; ɛfiri Dawid so bɛsi berɛ a wɔde wɔn kɔɔ Babilon no yɛ awoɔ ntoatoasoɔ 14; ɛfiri berɛ a wɔde wɔn kɔɔ Babilon bɛsi Kristo so no yɛ awoɔ ntoatoasoɔ 14.
18 Sɛdeɛ wɔwoo Yesu Kristo nie. Wɔde ne maame Maria maa Yosef sɛ ɔbaa a ɔbɛware no. Berɛ a wɔnnya nwareeɛ no, wɔhuu sɛ honhom kronkron* ama no anyinsɛn.+ 19 Nanso, ɛsiane sɛ na ne kunu Yosef tene na ɔmpɛ sɛ ɔgu Maria anim ase nti, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛgyaa no a ɔremma obiara nte ho asɛm.+ 20 Na berɛ a ɔdwendwenee weinom ho wieeɛ no, hwɛ! Yehowa* bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no daeɛ mu sɛ: “Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria akɔ fie, na honhom kronkron na ama wanyinsɛn.+ 21 Ɔbɛwo ɔbabarima, na ɛsɛ sɛ woto ne din Yesu,*+ ɛfiri sɛ ɔbɛgye ne manfoɔ afiri wɔn bɔne mu.”+ 22 Weinom nyinaa sii na ama deɛ Yehowa* nam ne diyifoɔ so kaeɛ no aba mu sɛ: 23 “Hwɛ! Ɔbaabunu no bɛnyinsɛn na wawo ɔbabarima, na wɔbɛto ne din Imanuel,”+ a asekyerɛ ne sɛ, “Onyankopɔn Ne Yɛn Wɔ Hɔ.”+
24 Ɛnna Yosef nyane firii nna mu, na ɔyɛɛ deɛ Yehowa* bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no no, na ɔfaa ne yere kɔɔ fie. 25 Nanso ɔne no anna* kɔsii sɛ ɔwoo ɔbabarima,+ na ɔtoo ne din Yesu.+
2 Berɛ a wɔwoo Yesu wɔ Betlehem+ a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode*+ nna no mu no, hwɛ! nsoromma mu ahwɛfoɔ bi firi Apueeɛ fam baa Yerusalem, 2 na wɔbisaa sɛ: “Ɛhe na deɛ wɔawo no a ɔbɛyɛ Yudafoɔ hene+ no wɔ? Berɛ a yɛwɔ Apueeɛ fam na yɛhuu ne nsoromma, enti yɛaba sɛ yɛrebɛkoto no.” 3 Berɛ a Ɔhene Herode tee wei no, n’akoma tui, ɔne Yerusalemfoɔ nyinaa. 4 Na ɔfrɛfrɛɛ ɔman no mu asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ nyinaa boaa ano, na ɔbisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristo* no. 5 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Betlehem+ a ɛwɔ Yudea, ɛfiri sɛ wei ne deɛ wɔnam odiyifoɔ no so atwerɛ: 6 ‘Na wo, Betlehem a wowɔ Yuda asaase so, wonyɛ kuro ketewa wɔ Yuda atitire mu, ɛfiri sɛ wo mu na sodifoɔ bi bɛfiri aba; ɔno na ɔbɛhwɛ me man Israel.’”+
7 Ɛnna Herode frɛɛ nsoromma mu ahwɛfoɔ no kodɛɛ, na ɔtoo ne bo ase bisaa wɔn berɛ a nsoromma no pueeɛ. 8 Na ɔsomaa wɔn kɔɔ Betlehem, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na monto mo bo ase nhwehwɛ abɔfra kumaa no, na sɛ mohu no a, mommɛbɔ me amanneɛ, na me nso menkɔ nkɔkoto no.” 9 Berɛ a wɔtiee ɔhene no asɛm wieeɛ no, wɔsiim kɔe, na hwɛ! nsoromma a wɔhunuiɛ berɛ a na wɔwɔ Apueeɛ fam+ no dii wɔn anim kɔsii sɛ ɛkɔgyinaa faako a abɔfra kumaa no wɔ no atifi. 10 Berɛ a wɔhuu nsoromma no, wɔn ani gyee papaapa. 11 Na berɛ a wɔkɔɔ fie no mu no, wɔhuu abɔfra kumaa no ne ne maame Maria, na wɔbɔɔ wɔn mu ase kotoo no. Afei nso, wɔbuebuee wɔn nneɛma so kyɛɛ no adeɛ—sika kɔkɔɔ ne ɛhyɛ* ne kurobo.* 12 Nanso, na Onyankopɔn abɔ wɔn kɔkɔ wɔ daeɛ mu+ sɛ wɔnnsan nnkɔ Herode nkyɛn. Enti wɔfirii hɔ kɔfaa kwan foforɔ so kɔɔ wɔn kurom.
13 Berɛ a wɔfirii hɔ kɔeɛ no, hwɛ! Yehowa* bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ daeɛ mu,+ na ɔkaa sɛ: “Sɔre, fa abɔfra kumaa no ne ne maame na dwane kɔ Egypt, na tena hɔ kɔsi sɛ me ne wo bɛkasa, ɛfiri sɛ Herode rebɛhwehwɛ abɔfra kumaa no aku no.” 14 Enti Yosef sɔree, na ɔfaa abɔfra kumaa no ne ne maame anadwo, na wɔkɔɔ Egypt. 15 Ɔtenaa hɔ kɔsii sɛ Herode wuiɛ. Wei maa deɛ Yehowa* nam ne diyifoɔ so kaeɛ no baa mu sɛ: “Egypt na mefrɛɛ me ba firiiɛ.”+
16 Afei berɛ a Herode huu sɛ nsoromma mu ahwɛfoɔ no adaadaa no no, ne bo fuu dendeenden. Enti ɔsoma maa wɔkɔkunkum mmarimaa a wɔwɔ Betlehem ne ne mpɔtamu hɔ nyinaa, ɛfiri wɔn a wɔawo wɔn foforɔ so kɔsi wɔn a wɔadi mfeɛ mmienu so, sɛdeɛ berɛ a ɔhunu firii nsoromma mu ahwɛfoɔ+ no hɔ teɛ no. 17 Wei maa deɛ wɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no baa mu. Ɔkaa sɛ: 18 “Wɔtee nne bi wɔ Rama, esu ne nteateamu pii. Ɛyɛ Rahel+ na ɔresu ne mma, na sɛ wɔkyekye ne werɛ a ɔmpene, ɛfiri sɛ wɔnni hɔ bio.”+
19 Berɛ a Herode wuiɛ no, hwɛ! Yehowa* bɔfoɔ yii ne ho adi wɔ daeɛ mu+ kyerɛɛ Yosef wɔ Egypt 20 na ɔkaa sɛ: “Sɔre, fa abɔfra kumaa no ne ne maame na si mu kɔ Israel asaase so, ɛfiri sɛ wɔn a na wɔrehwehwɛ abɔfra kumaa no aku no no* awuwu.” 21 Enti ɔsɔree, na ɔfaa abɔfra kumaa no ne ne maame kɔɔ Israel asaase so. 22 Nanso berɛ a ɔtee sɛ Arkelao asi ne papa Herode ananmu redi Yudea so hene no, na ɔsuro sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Afei nso, Onyankopɔn bɔɔ no kɔkɔ wɔ daeɛ mu,+ enti ɔfirii hɔ kɔɔ Galilea+ mantam mu. 23 Na ɔkɔtenaa kuro bi a wɔfrɛ no Nasaret+ mu, na ama deɛ wɔnam adiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ: “Wɔbɛfrɛ no Nasaretni.”*+
3 Nna no mu no, Yohane+ Suboni bɛkaa asɛm+ wɔ Yudea serɛ so. 2 Ɔkaa sɛ: “Monsakra mo adwene, na ɔsoro Ahennie no abɛn.”+ 3 Nokorɛm no, wei ne deɛ wɔnam odiyifoɔ Yesaia+ so kaa ne ho asɛm sɛ: “Obi reteam wɔ serɛ so sɛ: ‘Monsiesie Yehowa* kwan! Momma akwan a ɛda n’anim no nyɛ tee.’”+ 4 Ná Yohane hyɛ ataadeɛ a wɔde yoma nwi ayɛ, na na aboa nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene.+ Aduane a na ɔdi yɛ mmɛbɛ ne ɛwoɔ.*+ 5 Na nnipa firi Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Yordan mantam nyinaa mu kɔɔ ne nkyɛn,+ 6 na ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu,*+ na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne.
7 Berɛ a ɔhuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ+ bebree sɛ wɔreba baabi a ɔrebɔ asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nhuritia* mma,+ hwan na ɔka kyerɛɛ mo sɛ monnwane abufuo a ɛreba no?+ 8 Ɛnneɛ monso aba a ɛkyerɛ sɛ moasakra mo adwene. 9 Ɛnsɛ sɛ mokeka kyerɛ mo ho sɛ, ‘Yɛn agya ne Abraham.’+ Na mereka akyerɛ mo sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama Abraham anya mma afiri aboɔ yi mu. 10 Akuma no da nnua no nhini ho dada. Enti dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa de agu gya mu.+ 11 Me deɛ, ɛsiane mo adwensakra nti,+ mede nsuo na ɛbɔ mo asu. Nanso deɛ ɔdi m’akyi reba no wɔ tumi sene me, na memfata sɛ mɛworɔ ne mpaboa.+ Ɔno na ɔde honhom kronkron ne egya+ bɛbɔ mo asu.+ 12 Ne sofi a ɔde hu hwiit so kura ne nsam, na ɔbɛpra n’ayuporobea hɔ fitafita, na waboaboa ne hwiit ano agu adekoradan mu, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde egya+ a ɛnnum da bɛhye.”
13 Afei Yesu firii Galilea baa Yohane nkyɛn wɔ Yordan ho sɛ ɔmmɔ no asu.+ 14 Nanso Yohane yɛɛ sɛ ɔbɛsi no kwan, na ɔbisaa sɛ: “Me a ɛhia sɛ wobɔ me asu no, wo mmom na woreba me nkyɛn?” 15 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Saa berɛ yi deɛ pene so, na ɛno ne ɔkwampa a yɛbɛfa so adi deɛ ɛtene nyinaa so.” Enti wansi no kwan bio. 16 Berɛ a ɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ntɛm ara na Yesu firii nsuo no mu pueeɛ, na hwɛ! ɔsoro bueeɛ,+ na ɔhuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresiane aba ne so te sɛ aburuburo.+ 17 Na hwɛ! Ɛnne bi firi soro+ kaa sɛ: “Wei ne me Ba,+ deɛ medɔ no na magye no atom.”+
4 Afei honhom no de Yesu kɔɔ serɛ so maa Ɔbonsam+ kɔsɔɔ no hwɛeɛ.+ 2 Berɛ a ɔkyenee kɔm* nnafua 40 awia ne anadwo wieeɛ no, ɛkɔm dee no. 3 Na Ɔsɔhwɛfoɔ+ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, kasa kyerɛ aboɔ yi ma ɛnnane paanoo.” 4 Nanso ɔbuaa no sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a ɛfiri Yehowa* anom+ nso.’”
5 Ɛnna Ɔbonsam de no kɔɔ kuro kronkron+ no mu, na ɔde no kɔgyinaa asɔredan no atifi,*+ 6 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, gyaa wo ho kɔhwe fam, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: ‘Wo nti ɔbɛsoma n’abɔfoɔ,’ na ‘Wɔbɛsoa wo wɔn nsa so, na woamfa wo nan ampem boɔ.’”+ 7 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔatwerɛ nso sɛ: ‘Nsɔ Yehowa* wo Nyankopɔn nhwɛ.’”+
8 Ɔbonsam san de no kɔɔ bepɔ tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahennie nyinaa ne emu animuonyam.+ 9 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wobɔ wo mu ase baako pɛ som me a, mede weinom nyinaa bɛma wo.” 10 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Firi me so kɔ, Satan! Wɔatwerɛ sɛ: ‘Yehowa* wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokoto no,+ na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’”+ 11 Ɛnna Ɔbonsam gyaa no hɔ,+ na hwɛ! abɔfoɔ bae, na wɔfirii aseɛ som no.+
12 Afei berɛ a ɔtee sɛ wɔakye Yohane+ no, ɔfirii hɔ kɔɔ Galilea.+ 13 Bio nso, berɛ a ɔfirii Nasaret no, ɔbɛtenaa Kapernaum+ mpoano wɔ Sebulon ne Naftali mpɔtamu, 14 na ama deɛ wɔnam odiyifoɔ Yesaia so kaeɛ no aba mu sɛ: 15 “O Sebulon asaase ne Naftali asaase a ɛwɔ po kwan ho wɔ Yordan agya, amanaman Galilea! 16 Nnipa a wɔte sum mu hunuu hann+ kɛseɛ bi, na wɔn a wɔtete beaeɛ a owuo sunsum atɔ so no, hann puee wɔn so.”+ 17 Ɛfiri saa berɛ no, Yesu firii asɛnka ase, na ɔkaa sɛ: “Monsakra mo adwene, na ɔsoro Ahennie no abɛn.”+
18 Berɛ a ɔnam Galilea Po* no ho no, ɔhuu anuanom mmienu bi, Simon a wɔfrɛ no Petro+ ne ne nua Andrea. Ná wɔregu asau wɔ po no mu, ɛfiri sɛ na wɔyɛ mpataayifoɔ.+ 19 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommɛdi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifoɔ.”+ 20 Ntɛm ara na wɔgyaa wɔn asau no hɔ, na wɔdii n’akyi.+ 21 Berɛ a ɔfirii hɔ a ɔrekɔ no, ɔhuu nnipa mmienu bi a wɔn nso wɔyɛ anuanom, Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane.+ Ná wɔne wɔn papa Sebedeo wɔ kodoɔ mu resiesie wɔn asau, na ɔfrɛɛ wɔn.+ 22 Ntɛm ara na wɔgyaa wɔn papa ne kodoɔ no hɔ, na wɔdii n’akyi.
23 Afei ɔkyinkyinii Galilea nyinaa,+ kyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyia adan mu+ kaa Ahennie no ho asɛmpa. Na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛ ahodoɔ a ɛwɔ nnipa no so nyinaa bi.+ 24 Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ ama wɔreteetee, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so,+ wɔn a wɔyare ɛtwirɛ,+ ne wɔn a wɔabubu nyinaa brɛɛ no,+ na ɔsaa wɔn yareɛ. 25 Enti nnipadɔm pii firi Galilea ne Dekapoli* ne Yerusalem ne Yudea ne Yordan agya dii n’akyi.
5 Berɛ a ɔhuu nnipakuo no, ɔforo kɔɔ bepɔ no so, na berɛ a ɔtenaa ase no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn. 2 Afei ɔbuee n’ano, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ:
3 “Anigyeɛ ne wɔn a wɔhu sɛ wɔhia Onyankopɔn akwankyerɛ,*+ ɛfiri sɛ ɔsoro Ahennie no yɛ wɔn dea.
4 “Anigyeɛ ne wɔn a wɔdi awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ wɔbɛkyekye wɔn werɛ.+
5 “Anigyeɛ ne wɔn a wɔdwoɔ,+ ɛfiri sɛ asaase no bɛyɛ wɔn dea.+
6 “Anigyeɛ ne wɔn a tenenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn,+ ɛfiri sɛ wɔbɛmee.+
7 “Anigyeɛ ne mmɔborɔhunufoɔ,+ ɛfiri sɛ wɔbɛhu wɔn mmɔbɔ.
8 “Anigyeɛ ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ,+ ɛfiri sɛ wɔbɛhu Onyankopɔn.
9 “Anigyeɛ ne wɔn a wɔhwehwɛ asomdwoeɛ,*+ ɛfiri sɛ wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma.
10 “Anigyeɛ ne wɔn a tenenee nti wɔtan wɔn ani,+ ɛfiri sɛ ɔsoro Ahennie no yɛ wɔn dea.
11 “Anigyeɛ ne mo sɛ me nti nkurɔfoɔ didi mo atɛm,+ na wɔtan mo ani,+ na wɔdi atorɔ ka asɛmmɔne biara to mo so.+ 12 Momma mo ani nnye na monni ahurisie,+ ɛfiri sɛ mo akatua+ so wɔ soro, na saa ara na wɔtan adiyifoɔ a wɔdii mo kan no ani.+
13 “Mone asaase so nkyene.+ Na sɛ nkyene dɛ* firi mu a, ɛbɛyɛ dɛn na asan anya ne dɛ* bio? Wɔrentumi mfa nyɛ hwee bio gye sɛ wɔto gu abɔnten+ ma nnipa tiatia so.
14 “Mone wiase hann.+ Kuro a ɛda bepɔ so ntumi nhinta. 15 Nkurɔfoɔ sɔ kanea a, wɔmfa nhyɛ kɛntɛn* ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ɛhyerɛn wɔn a wɔwɔ fie hɔ nyinaa so.+ 16 Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim,+ na wɔahunu mo nnwuma pa+ na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no animuonyam.+
17 “Monnsusu sɛ mebaa sɛ merebɛsɛe Mmara anaa Adiyifoɔ no. Mamma sɛ merebɛsɛe no, na mmom sɛ merebɛma aba mu.+ 18 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɔsoro ne asaase twam mpo a, Mmara no mu ntwerɛdeɛ ketewa baako anaa ntwerɛdeɛ no bi ho nsensaneeɛ baako rentwam, kɔsi sɛ deɛ wɔatwerɛ wɔ Mmara no mu nyinaa bɛbam.+ 19 Enti obiara a ɔbu mmara a nkurɔfoɔ bu no sɛ ɛho nhia yi mu baako so na ɔkyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ sɛ wɔnyɛ saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa wɔ ɔsoro Ahennie no mu. Na obiara a ɔdi so na ɔkyerɛkyerɛ no, wɔbɛfrɛ no ɔkɛseɛ wɔ ɔsoro Ahennie no mu. 20 Na mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ mo tenenee ammoro atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ+ no deɛ so a, morenkɔ ɔsoro Ahennie no mu da.+
21 “Motee sɛ wɔka kyerɛɛ tetefoɔ no sɛ: ‘Nni awu,+ na obiara a ɔdi awu no bɛdi fɔ wɔ asɛnnibea.’+ 22 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔkɔ so ma ne bo fu+ ne nua no bɛdi fɔ wɔ asɛnnibea. Obiara a ɔka asɛm a ɛyɛ asefem tia ne nua no bɛdi fɔ wɔ Asɛnnibea Kɛseɛ* mu, na obiara a ɔka sɛ, ‘Woyɛ kwasampani!’ no deɛ, wɔde no bɛto Gehenna*+ gya a ɛredɛre mu.
23 “Enti sɛ wode w’akyɛdeɛ reba afɔrebukyia+ ho, na wokae wɔ hɔ sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a, 24 gya w’akyɛdeɛ no afɔrebukyia no anim na kɔ. Di kan ne wo nua no nkɔsiesie mo ntam; afei san bra na bɛbɔ w’afɔreɛ.+
25 “Sɛ obi de wo rekɔ asɛnnibea a, berɛ a monam kwan so rekɔ no, wo ne no nsiesie asɛm no ntɛm, na deɛ ɔrebɔ wo soboɔ no amfa wo anhyɛ ɔtemmufoɔ nsa, na ɔtemmufoɔ no amfa wo amma asɛnnibea somfoɔ, na wɔamfa wo anto afiase.+ 26 Nokorɛm mereka akyerɛ wo sɛ, woremfiri hɔ kɔsi sɛ wobɛtua ɛka a wode no nyinaa; ɛrenka wo kaprɛ ba* mpo.
27 “Motee sɛ wɔkaa sɛ: ‘Nsɛe awareɛ.’+ 28 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbaa+ anya akɔnnɔ ama no no, ɔne no asɛe awareɛ dada n’akoma mu.+ 29 Na sɛ w’ani nifa reto wo suntidua a, tu na to twene.+ Ɛfiri sɛ ɛyɛ ma wo sɛ wobɛhwere wo honam akwaa baako sene sɛ wɔbɛto wo nipadua no nyinaa ato Gehenna.*+ 30 Afei nso, sɛ wo nsa nifa reto wo suntidua a, twa na to twene.+ Ɛfiri sɛ ɛyɛ ma wo sɛ wobɛhwere wo honam akwaa baako sene sɛ wo nipadua no nyinaa bɛkɔ akɔwie Gehenna.*+
31 “Bio nso, wɔkaa sɛ: ‘Obiara a ɔbɛgyaa ne yere no, ɔmma no awaregyaeɛ krataa.’+ 32 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɛnyɛ adwamammɔ* nti na obi gyaa ne yere a, ɛbɛtumi ama ɔbaa no asɛe awareɛ, na obiara a ɔbɛware ɔbaa a wɔagyaa no no asɛe awareɛ.+
33 “Motee nso sɛ wɔka kyerɛɛ tetefoɔ no sɛ: ‘Nka ntam berɛ a wonni so,*+ na mmom sɛ wohyɛ Yehowa* bɔ a, di so.’+ 34 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ: Monnka ntam koraa.+ Monnka ɔsoro ntam, ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahennwa; 35 monnka asaase nso ntam, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne nan ntiasoɔ;+ monnka Yerusalem ntam, ɛfiri sɛ ɛyɛ Ɔhenkɛseɛ no kuro.+ 36 Nka wo ti ntam, ɛfiri sɛ worentumi mma tiri nwi baako mpo nyɛ fitaa anaa tuntum. 37 Ɛno ara ne sɛ, momma mo ‘Aane’ nyɛ aane, na mo ‘Daabi’ nyɛ daabi,+ ɛfiri sɛ deɛ ɛboro weinom so no firi ɔbɔnefoɔ no.+
38 “Motee sɛ wɔkaa sɛ: ‘Aniwa nsi aniwa ananmu, na ɛse nsi ɛse ananmu.’+ 39 Nanso, mereka akyerɛ mo sɛ: Mo ne ɔbɔnefoɔ nnni asie, mmom obiara a ɔbɛbɔ w’aso nifa mu no, dane baako no nso ma no.+ 40 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔde wo kɔ asɛnnibea kɔgye w’ataadeɛ nhyɛaseɛ a, fa w’ataadeɛ ngugusoɔ nso ka ho ma no;+ 41 na sɛ obi a ɔwɔ tumi hyɛ wo sɛ monkɔ kwansini* baako a, wo ne no nkɔ akwansini mmienu. 42 Deɛ ɔbisa wo hɔ adeɛ no, fa ma no, na nnane w’akyi nkyerɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔgye wo hɔ bosea* no.+
43 “Motee sɛ wɔkaa sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko+ na tan wo tamfo.’ 44 Nanso, mereka akyerɛ mo sɛ: Monkɔ so nnɔ mo atamfo,+ na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtan mo ani,+ 45 na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma.+ Ɛfiri sɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so, na ɔma nsuo tɔ gu ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ so.+ 46 Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na mowɔ?+ Ɛnyɛ saa ara na wɔn a wɔgyegye toɔ nso yɛ anaa? 47 Na sɛ mokyea mo nuanom nko ara a, ɛdeɛn na ɛyɛ nwanwa wɔ ho? Ɛnyɛ saa ara na amanaman mufoɔ nso yɛ anaa? 48 Ɛno nti, sɛdeɛ mo Agya a ɔwɔ soro no wie pɛyɛ wɔ biribiara mu no, mo nso monwie pɛyɛ* saa ara.+
6 “Monhwɛ yie na moanyɛ mo tenenee wɔ nnipa anim sɛdeɛ wɔbɛhu mo;+ anyɛ saa a, morennya akatua biara mfiri mo Agya a ɔwɔ soro no nkyɛn. 2 Enti sɛ woreyɛ adɔeɛ* a, nhyɛn totorobɛnto nni w’anim, sɛdeɛ nyaatwomfoɔ no yɛ wɔ hyiadan ne mmɔnten so na ama nnipa ahyɛ wɔn animuonyam no. Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, wɔanya wɔn akatua nyinaa awie. 3 Na wo deɛ, sɛ woreyɛ adɔeɛ a, mma wo nsa benkum nnhunu deɛ wo nsa nifa reyɛ, 4 na ama w’adɔeɛ ayɛ kokoam deɛ. Ɛno na w’Agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.+
5 “Afei nso, sɛ mobɔ mpaeɛ a, monnyɛ sɛ nyaatwomfoɔ+ no, ɛfiri sɛ wɔpɛ sɛ wɔgyina hyiadan mu ne mmantwea wɔ mmɔnten so bɔ mpaeɛ, sɛdeɛ nnipa bɛhu wɔn.+ Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, wɔanya wɔn akatua nyinaa awie. 6 Nanso sɛ worebɔ mpaeɛ a, kɔ wo pia mu, na to wo pono mu, na bɔ w’Agya a ɔwɔ kokoam no mpaeɛ.+ Ɛno na w’Agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka. 7 Sɛ worebɔ mpaeɛ a, ntĩ nsɛm korɔ no ara mu nka no mprɛ pii sɛdeɛ amanaman mufoɔ yɛ no, ɛfiri sɛ wɔsusu sɛ wɔn nsɛm dodoɔ nti wɔbɛtie wɔn. 8 Enti monnyɛ sɛ wɔn, ɛfiri sɛ mo Agya nim nneɛma a mohia+ koraa ansa na moabisa no.
“‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din+ ho nte.*+ 10 W’Ahennie+ mmra. W’apɛdeɛ+ nyɛ hɔ wɔ asaase so+ te sɛ ɔsoro. 11 Ma yɛn aduane* a yɛhia no nnɛ da yi;+ 12 na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛdeɛ yɛn nso, yɛde akyɛ wɔn a wɔde yɛn aka no.+ 13 Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu,+ mmom gye yɛn firi ɔbɔnefoɔ no+ nsam.’
14 “Na sɛ mode nkurɔfoɔ mfomsoɔ kyɛ wɔn a, mo soro Agya nso de mo deɛ bɛkyɛ mo;+ 15 na sɛ moamfa nkurɔfoɔ mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, mo Agya nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.+
16 “Sɛ moreyɛ akɔnkyene*+ a, monnyɛ mo anim mmɔbɔmmɔbɔ te sɛ nyaatwomfoɔ no, ɛfiri sɛ wɔyɛ wɔn anim basaa* na ama nnipa ahunu sɛ wɔreyɛ akɔnkyene.+ Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, wɔanya wɔn akatua nyinaa awie. 17 Na wo deɛ, sɛ woreyɛ akɔnkyene a, fa ngo sra wo tirim na hohoro w’anim, 18 na nnipa anhunu sɛ woreyɛ akɔnkyene, na mmom w’Agya a ɔwɔ kokoam no nko ara ahunu. Ɛno na w’Agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.
19 “Monnyae sɛ moboaboa agyapadeɛ ano wɔ asaase so no,+ baabi a nweweboaa* ne nnaakyen sɛe no, na akorɔmfoɔ bubu kɔwia. 20 Mmom no, mommoaboa mo agyapadeɛ ano wɔ soro,+ baabi a nweweboaa* anaa nnaakyen nsɛe no,+ na akorɔmfoɔ mmubu nkɔwia. 21 Ɛfiri sɛ baabi a w’agyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na w’akoma nso wɔ.
22 “Nipadua kanea ne ani.+ Enti sɛ w’ani hwɛ tẽẽ* a, wo nipadua nyinaa bɛhyerɛn.* 23 Nanso sɛ wowɔ ani a ɛbere adeɛ*+ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ sum. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, ɛnneɛ na ɛyɛ esum kabii!
24 “Obiara rentumi nsom awuranom mmienu; ɛfiri sɛ ɔbɛtan baako na wadɔ baako,+ anaasɛ ɔbɛbata baako ho na wabu ɔfoforɔ no animtia. Morentumi nsom* Onyankopɔn nsan nsom Ahonyadeɛ.+
25 “Wei nti mereka akyerɛ mo sɛ: Monnyae sɛ modwendwene+ mo nkwa* ho sɛ deɛn na mobɛdie anaa deɛn na mobɛnom, anaa mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛhyɛ.+ Nkwa* nhia nsene aduane? Na nipadua no nsen ataadeɛ anaa?+ 26 Momfa mo ani nto fam nhwɛ wiem nnomaa;+ wɔngu aba, wɔntwa, wɔmmoaboa ano ngu adekoradan mu, nanso mo soro Agya ma wɔn aduane. Mo ho nhia pii nsene wɔn anaa? 27 Mo mu hwan na sɛ ɔdwendwene a ɔbɛtumi de basafa* baako aka ne nkwa nna ho?+ 28 Bio nso, adɛn nti na modwendwene ataadeɛ ho? Monhwɛ nhwiren* na monsua biribi, sɛdeɛ ɛnyini; ɛnyɛ adwuma, na ɛnnwene ntoma; 29 nanso mereka akyerɛ mo sɛ, Solomon+ mpo, n’animuonyam nyinaa akyi no, wansiesie ne ho sɛ nhwiren yi mu baako. 30 Sɛ Onyankopɔn hyɛ wuram afifideɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu gya mu no ataadeɛ a, ɔrenhyɛ mo ataadeɛ mmoro so anaa, mo a mo gyidie sua? 31 Enti ɛnsɛ sɛ modwendwene da,+ na moka sɛ, ‘Ɛdeɛn na yɛbɛdie?’ anaasɛ, ‘Ɛdeɛn na yɛbɛnom?’ anaasɛ, ‘Ɛdeɛn na yɛbɛhyɛ?’+ 32 Weinom nyinaa ne nneɛma a amanaman no di akyire dendeenden. Mo soro Agya nim sɛ mohia saa nneɛma yi nyinaa.
33 “Enti, monkɔ so nhwehwɛ Ahennie no ne Onyankopɔn tenenee kane, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.+ 34 Enti ɛnsɛ sɛ modwendwene ɔkyena ho da,+ ɛfiri sɛ ɔkyena ankasa bɛnya ne dadwene. Ɛda biara wɔ ɛno ankasa haw a ɛdɔɔso ma no.
7 “Monnyae sɛ mobu nkurɔfoɔ atɛn,+ na wɔammu mo atɛn. 2 Na atɛn a mobu no, ɛno ara na wɔbɛbu mo;+ adeɛ a mode susu ma nkurɔfoɔ no, ɛno ara na wɔde bɛsusu ama mo.+ 3 Adɛn nti na wohwɛ ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so, na wonhunu dua* a ɛda wo ankasa w’ani so?+ 4 Anaasɛ wobɛyɛ dɛn atumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma menyi ntɛtɛ no mfiri w’ani so,’ berɛ a hwɛ! dua* da wo ankasa w’ani so? 5 Nyaatwomni! Di kan yi dua* no firi wo ankasa w’ani so; ɛno bɛma woahunu adeɛ yie na woayi ntɛtɛ no afiri wo nua ani so.
6 “Mommfa adeɛ a ɛyɛ kronkron mmma nkraman, na monnto mo abohene nngu mprako anim,+ na wɔamfa wɔn nan antiatia so, na wɔannane wɔn ho ammɛtete mo mu.
7 “Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo;+ monkɔ so nhwehwɛ, na mobɛhunu; monkɔ so mmom, na wɔbɛbue mo.+ 8 Ɛfiri sɛ obiara a ɔbisa no, ne nsa bɛka,+ na obiara a ɔhwehwɛ no, ɔbɛhunu, na obiara a ɔbɔ mu no, wɔbɛbue no. 9 Na mo mu hwan na ne ba bisa no paanoo a, ɔbɛma no ɛboɔ? 10 Anaasɛ ɔbisa no apataa a, ɔbɛma no ɔwɔ? 11 Enti sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma akyɛdeɛ pa a, ɛnneɛ mo Agya a ɔwɔ soro no nso ɛ? Ɔde nneɛma pa+ bɛma wɔn a wɔbisa no+ no ama no aboro so!
12 “Enti biribiara a mopɛ sɛ nnipa yɛ ma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.+ Nokorɛm no, saa na Mmara ne Adiyifoɔ no kyerɛ.+
13 “Momfa ɛpono teatea no mu,+ ɛfiri sɛ ɛpono a ɛso ne ɛkwan a ɛtrɛ no kɔ ɔsɛeɛ mu, na wɔn a wɔnam saa pono no mu no yɛ bebree. 14 Na ɛpono teatea ne ɛkwan ketewa no ne deɛ ɛkɔ nkwa mu, na nnipa kakraa bi na wɔhunu.+
15 “Monhwɛ yie wɔ atorɔ adiyifoɔ ho.+ Wɔde nnwan nwoma kata wɔn ho ba mo nkyɛn,+ nanso wɔyɛ mpataku*+ a wɔfom aduane.* 16 Wɔn aba na mode bɛhu wɔn. Nkurɔfoɔ rentumi ntete bobe wɔ nkasɛɛ so da, na wɔrentumi ntete borɔdɔma nso wɔ nkyɛkyerɛ so da. Ɛnte saa anaa?+ 17 Saa ara na dua pa biara so aba pa, na dua bɔne biara so aba bɔne.+ 18 Dua pa rentumi nso aba bɔne, na dua bɔne rentumi nso aba pa.+ 19 Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa na wɔde gu gya mu.+ 20 Ɛno nti, saa atorɔ adiyifoɔ no aba na mode bɛhu wɔn.+
21 “Ɛnyɛ obiara a ɔse me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro Ahennie no mu; mmom deɛ ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no,+ ɔno na ɔbɛkɔ mu. 22 Ɛda no, nnipa bebree bɛka akyerɛ me sɛ: ‘Awurade, Awurade,+ yɛamfa wo din anhyɛ nkɔm, na yɛamfa wo din antu ahonhommɔne, na yɛamfa wo din anyɛ anwanwadeɛ* bebree anaa?’+ 23 Ɛnna mɛka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Mennim mo da! Momfiri me so nkɔ, mo a moyɛ nneɛma bɔne!*+
24 “Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔde yɛ adwuma no, ɔbɛyɛ sɛ onyansafoɔ* bi a ɔsii ne dan sii ɔbotan so.+ 25 Na nsuo tɔe na ɛyirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ dan no, nanso ammu, ɛfiri sɛ na wasi asi ɔbotan so. 26 Afei, obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔmfa nyɛ adwuma no, ɔbɛyɛ sɛ kwasea bi a ɔsii ne dan sii anwea so.+ 27 Na nsuo tɔe na ɛyirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ dan no+ maa ɛdwiri gui, na ɛbubuu pasaa.”
28 Berɛ a Yesu wiee nsɛm yi no, ɛkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛeɛ no maa nnipadɔm no ho dwirii wɔn,+ 29 ɛfiri sɛ na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn te sɛ obi a ɔwɔ tumi,+ na ɛnte sɛ wɔn atwerɛfoɔ no.
8 Berɛ a ɔsiane firii bepɔ no so no, nnipadɔm bebree dii n’akyi. 2 Na hwɛ! kwatani bi bae, na ɔbɛkotoo no kaa sɛ: “Awurade, sɛ wopɛ a, wobɛtumi asa me yareɛ.”*+ 3 Enti ɔtenee ne nsa kaa no, na ɔkaa sɛ: “Mepɛ! Wo ho ntɔ wo.”*+ Na amonom hɔ ara ne kwata no kɔe.+ 4 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ na woanka ankyerɛ obiara;+ mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ no,+ na fa akyɛdeɛ* a Mose hyɛ too hɔ no ma,+ na ayɛ adanseɛ ama wɔn.”
5 Berɛ a ɔkɔɔ Kapernaum no, ɔsraani panin bi baa ne nkyɛn bɛpaa no kyɛw+ 6 sɛ: “Owura, m’akoa abubu da fie, na ɔrehunu amane papaapa.” 7 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ meduru hɔ a, mɛsa no yareɛ.” 8 Ɔsraani panin no ka kyerɛɛ no sɛ: “Owura, memfata sɛ woba me fie. Wo deɛ, ka biribi, na m’akoa no ho bɛtɔ no. 9 Ɛfiri sɛ me nso mehyɛ obi ase, na mewɔ asraafoɔ hyɛ m’ase. Meka kyerɛ wei sɛ, ‘Kɔ!’ na ɔkɔ, na meka kyerɛ ɔfoforɔ sɛ ‘Bra!’ na waba, na meka kyerɛ m’akoa sɛ ‘Yɛ wei!’ na wayɛ.” 10 Berɛ a Yesu tee saa no, ɛyɛɛ no nwanwa. Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔdi n’akyi no sɛ: “Mereka nokorɛ akyerɛ mo: obiara nni Israel a mahunu gyidie a ɛso saa wɔ ne mu.+ 11 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ nnipa bebree firi apueeɛ ne atɔeɛ bɛba, na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena pono ho adidi wɔ ɔsoro Ahennie mu.+ 12 Na Ahennie mma no deɛ, wɔbɛto wɔn agu sum mu wɔ abɔnten. Ɛhɔ na wɔbɛsu na wɔaka wɔn se asi so dendeenden.”*+ 13 Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔsraani panin no sɛ: “Kɔ. Sɛdeɛ woagye adi no, ɛmmra mu saa ara mma wo.”+ Na akoa no ho tɔɔ no saa berɛ no ara.+
14 Na berɛ a Yesu baa Petro fie no, ɔhunuu sɛ n’asebaa+ da hɔ a ɔyare atiridii.+ 15 Enti ɔsɔɔ ne nsa,+ na atiridii no gyaee. Afei ɔbaa no sɔree, na ɔfirii aseɛ som Yesu. 16 Na ɛduruu anwummerɛ no, nkurɔfoɔ de nnipa bebree a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ no, na ɔkaa asɛm de tuu ahonhom no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yareɛ, 17 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ wɔnam odiyifoɔ Yesaia so kaeɛ no bɛba mu sɛ: “Ɔno na ɔfaa yɛn nyarewa na ɔsoaa yɛn yea.”*+
18 Berɛ a Yesu huu nnipadɔm a atwa ne ho ahyia no, ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ wɔntwa nkɔ asuogya.+ 19 Na ɔtwerɛfoɔ bi bae, na ɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi w’akyi.”+ 20 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sakraman* wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mprebuo, na onipa Ba no deɛ, ɔnni baabi a ɔde ne ti to.”+ 21 Na osuani foforɔ ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ma me kwan ma menkɔsie me papa ansa.”+ 22 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ so di m’akyi, na ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ.”+
23 Na berɛ a ɔforoo kodoɔ no, n’asuafoɔ no dii n’akyi.+ 24 Afei, hwɛ! mframa kɛseɛ bi bɔɔ wɔ po no so, enti na asorɔkye no rekata kodoɔ no so; nanso ɔno deɛ, na wada.+ 25 Na wɔbaa ne nkyɛn bɛnyanee no. Na wɔkaa sɛ: “Awurade, gye yɛn na yɛrebɛwuwu!” 26 Nanso ɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na ehu aka mo* saa, mo a mo gyidie sua?”+ Afei ɔsɔree, na ɔteateaa mframa ne po no, na ɛyɛɛ dinn.+ 27 Enti mmarima no ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: “Onipa bɛn koraa nie? Mframa ne ɛpo mpo tie no.”
28 Berɛ a ɔduruu asuogya wɔ Gadarafoɔ asaase so no, mmarima mmienu a wɔwɔ ahonhommɔne firi asieeɛ* bɛhyiaa no.+ Ná wɔn ani so yɛ krakra paa, enti na obiara nni akokoɔduro a ɔde bɛtwam afa saa kwan no so. 29 Na hwɛ! wɔteateaam kaa sɛ: “Deɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Onyankopɔn Ba?+ Wobaa ha sɛ worebɛha yɛn+ ansa na berɛ a wɔahyɛ no aduru anaa?”+ 30 Ná mprako bebree bi redidi wɔ akyirikyiri baabi.+ 31 Enti ahonhommɔne no firii aseɛ paa no kyɛw sɛ: “Sɛ wotu yɛn a, ma yɛnkɔhyɛ mprako yi mu.”+ 32 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ!” Ɔkaa saa no, wɔpueeɛ, na wɔkɔwurawuraa mprako no mu, na hwɛ! mprako no nyinaa de mmirika firii bepɔ* no so kɔguu po no mu, na wɔwuwuu wɔ nsuo no mu. 33 Na wɔn a wɔhwɛ mmoa no dwanee, na wɔkɔɔ kuro no mu kɔkaa deɛ asie nyinaa; wɔkaa mmarima a wɔwɔ ahonhommɔne no asɛm no nso kaa ho. 34 Na hwɛ! kuro no mufoɔ nyinaa puee sɛ wɔrekɔhyia Yesu. Berɛ a wɔhuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn mantam mu hɔ nkɔ.+
9 Enti ɔforoo kodoɔ no, na ɔtwa kɔɔ ɔno ara ne kurom.*+ 2 Na hwɛ! na wɔde obubuafoɔ bi a ɔda kɛtɛ so rebrɛ no. Berɛ a Yesu huu wɔn gyidie no, ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ: “Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam! Wɔde wo bɔne akyɛ wo.”+ 3 Ɛnna atwerɛfoɔ bi keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Damfo yi reka abususɛm.” 4 Ná Yesu nim wɔn adwene, enti ɔbisaa sɛ: “Adɛn nti na moredwene bɔne mo akoma mu?+ 5 Mohwɛ a, deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ́ wɔbɛka sɛ, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo,’ anaasɛ wɔbɛka sɛ, ‘Sɔre na nante’?+ 6 Nanso, deɛ ɛbɛyɛ na moahunu sɛ onipa Ba no wɔ tumi wɔ asaase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti—” afei ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ: “Sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fie.”+ 7 Ɛnna ɔsɔreeɛ, na ɔkɔɔ ne fie. 8 Berɛ a nnipadɔm no huu wei no, ehu kaa wɔn. Na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde tumi a ɛte saa maa nnipa no animuonyam.
9 Afei, berɛ a Yesu refiri hɔ akɔ no, ɔhuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Mateo sɛ ɔte baabi a wɔgyegye toɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bɛdi m’akyi.” Ɛhɔ ara na ɔsɔreeɛ, na ɔdii n’akyi.+ 10 Akyire yi, berɛ a ɔredidi* wɔ fie hɔ no, hwɛ! wɔn a wɔgyegye toɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree bae, na wɔfirii aseɛ ne Yesu ne n’asuafoɔ no didiiɛ.*+ 11 Na berɛ a Farisifoɔ no huu wei no, wɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: “Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfoɔ no ne wɔn a wɔgyegye toɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didi?”+ 12 Berɛ a ɔtee deɛ wɔreka no, ɔkaa sɛ: “Nnipa a wɔte apɔ no nhia ɔyaresafoɔ, na mmom wɔn a wɔyare na wɔhia.+ 13 Afei monkɔ na monkɔsua deɛ wei kyerɛ: ‘Mepɛ mmɔborɔhunu, na ɛnyɛ afɔrebɔ.’+ Na mammɛfrɛ ateneneefoɔ na mmom nnebɔneyɛfoɔ.”
14 Afei Yohane asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Adɛn nti na yɛne Farisifoɔ no yɛ akɔnkyene* na w’asuafoɔ no nyɛ akɔnkyene?”+ 15 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Berɛ a ayeforɔkunu+ no da so wɔ ne nnamfonom nkyɛn yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ aho? Nanso berɛ bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn,+ ɛno na afei wɔbɛyɛ akɔnkyene. 16 Obiara nni hɔ a ɔde ntoma foforɔ tare ataadeɛ dada mu; ɛfiri sɛ ntoma foforɔ no bɛte afiri ataadeɛ no mu, na ataadeɛ no bɛte kɛse akyɛn kane no.+ 17 Saa ara nso na nkurɔfoɔ mfa bobesa foforɔ ngu nsã kotokuo dada mu. Sɛ wɔyɛ saa a, nsã kotokuo no pae ma nsã no hwie gu, na nsã kotokuo no sɛe. Mmom no, wɔde bobesa foforɔ gu nsã* kotokuo foforɔ mu na abɔ mmienu no nyinaa ho ban.”
18 Berɛ a ɔreka weinom akyerɛ wɔn no, hwɛ! ɔpanin* bi a na waba hɔ bɛkotoo no kaa sɛ: “Saa berɛ yi deɛ, ɛbɛyɛ sɛ me babaa no awu; nanso bra na fa wo nsa bɛgu ne so, na ɔbɛba nkwa mu.”+
19 Ɛnna Yesu sɔreeɛ, na ɔne n’asuafoɔ no dii n’akyi. 20 Na hwɛ! ɔbaa bi a mogya atu no+ mfeɛ 12 faa n’akyi de ne nsa bɛkaa n’ataadeɛ ngugusoɔ ano.+ 21 Deɛ na ɔreka wɔ ne mu ne sɛ: “Sɛ mede me nsa ka n’ataadeɛ ngugusoɔ no kɛkɛ mpo a, me ho bɛtɔ me.” 22 Yesu danee ne ho, na ɔhuu no no, ɔkaa sɛ: “Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam! Wo gyidie ama wo ho atɔ wo.”+ Na saa berɛ no ara, ɔbaa no ho tɔɔ no.+
23 Afei, berɛ a Yesu baa ɔpanin* no fie, na ɔhuu wɔn a wɔrebɔ atɛntɛbɛn ne nnipadɔm a wɔreyɛ gyegyeegye no,+ 24 Yesu kaa sɛ: “Momfiri ha, na abaayewa no nwui, na mmom wada.”+ Ɔkaa saa no, wɔfirii aseɛ seree no. 25 Berɛ a nnipadɔm no firii adi ara pɛ, ɔkɔɔ baabi a abaayewa no da no kɔsɔɔ ne nsa,+ na abaayewa no sɔree.+ 26 Nokorɛm no, wei ho asɛm trɛ kɔɔ mpɔtamu hɔ nyinaa.
27 Berɛ a Yesu firii hɔ a ɔrekɔ no, anifirafoɔ mmienu+ dii n’akyi teateaam sɛ: “Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ.” 28 Berɛ a ɔkɔɔ fie hɔ no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn, na Yesu bisaa wɔn sɛ: “Mowɔ gyidie sɛ mɛtumi ayɛ wei?”+ Wɔbuaa no sɛ: “Aane, Awurade.” 29 Ɛnna ɔde ne nsa kaa wɔn ani+ kaa sɛ: “Sɛdeɛ mo gyidie teɛ no, ɛnyɛ saa ara mma mo.” 30 Na wɔn ani hunuu adeɛ. Bio nso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn dendeenden sɛ: “Monhwɛ na obiara ante ho asɛm.”+ 31 Nanso berɛ a wɔpuee abɔnten no, wɔmaa mpɔtamu hɔfoɔ nyinaa tee ne ho asɛm.
32 Berɛ a wɔrefiri hɔ no, hwɛ! nkurɔfoɔ de mum bi a ɔwɔ honhommɔne brɛɛ no.+ 33 Na berɛ a ɔtuu honhommɔne no, ɔbarima a ɔyɛ mum no kasae.+ Ɛmaa nnipadɔm no ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: “Wɔnhuu biribi a ɛte sei da wɔ Israel.”+ 34 Nanso Farisifoɔ no kaa sɛ: “Ɔnam ahonhommɔne panin so na ɛtu ahonhommɔne.”+
35 Na Yesu kɔkyinkyinii nkuro ne nkuraa nyinaa mu, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyia adan mu kaa Ahennie no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa bi.+ 36 Berɛ a ɔhuu nnipadɔm no, wɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ ɛfiri sɛ na wɔayɛ sɛ nnwan a wɔapirapira wɔn agya wɔn agu hɔ a wɔnni hwɛfoɔ.+ 37 Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Deɛ ɛwom ne sɛ, afuo no mu nnɔbaeɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa no dɔɔso, nanso adwumayɛfoɔ no sua.+ 38 Enti monsrɛ afuo Wura no, na ɔnsoma adwumayɛfoɔ mmɛtwa ne nnɔbaeɛ no bi.”+
10 Enti ɔfrɛɛ n’asuafoɔ 12 no, na ɔmaa wɔn ahonhom fĩ so tumi+ sɛ wɔntu wɔn, na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa bi.
2 Asomafoɔ 12 no din nie:+ Deɛ ɔdi kan ne Simon, deɛ wɔfrɛ no Petro+ no, ne ne nua Andrea;+ Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane;+ 3 Filipo ne Bartolomeo;*+ Toma+ ne Mateo+ a ɔgyegye toɔ no;* Alfeo ba Yakobo, ne Tadeo;* 4 Nsiyɛfoɔ Simon,* ne Yuda Iskariot a akyire yi ɔyii no maeɛ no.+
5 Saa 12 yi na Yesu somaa wɔn, na ɔmaa wɔn akwankyerɛ sɛ:+ “Mommmane nnkɔfa amanaman no kwan so, na monnkɔ Samariafoɔ kuro biara mu;+ 6 Israel fie nnwan a wɔayera no mmom na monkɔ wɔn nkyɛn daa.+ 7 Sɛ mokɔ a, monka sɛ: ‘Ɔsoro Ahennie no abɛn.’+ 8 Monsa ayarefoɔ yareɛ,+ monnyane awufoɔ, monsa akwatafoɔ yareɛ,* montu ahonhommɔne. Monyaa no kwa, momfa mma kwa. 9 Mommpɛ sika kɔkɔɔ anaa dwetɛ anaa kɔbere nngu mo abɔsoɔ* mu,+ 10 na mommfa aduane kotokuo nntu kwan no, anaa ntaadeɛ mmienu, anaa mpaboa anaa poma,+ ɛfiri sɛ odwumayɛni aduane fata no.+
11 “Kuro anaa akuraa biara a mobɛkɔ mu no, monhwehwɛ obi a ɔfata wɔ mu, na montena hɔ nkɔsi sɛ mobɛfiri hɔ akɔ.+ 12 Sɛ mowura fie bi mu a, monkyea efie no mufoɔ. 13 Sɛ efie no fata a, momma mo asomdwoeɛ mmra so,+ na sɛ ɛmfata a, momma mo asomdwoeɛ nsan mmra mo nkyɛn. 14 Baabiara a mobɛkɔ a obi annye mo anaasɛ wantie mo asɛm no, sɛ morefiri saa fie anaa kuro no mu akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo.+ 15 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, Atemmu Da no, deɛ ɛbɛto saa kuro no, ɛbɛkyɛn Sodom ne Gomora+ asaase no.
16 “Hwɛ! meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku* mu; enti momma mo ani nna hɔ* sɛ awɔ, na monyɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm te sɛ mmuruburo.*+ 17 Monhwɛ mo ho yie wɔ nnipa ho, ɛfiri sɛ wɔde mo bɛkɔ asɛnnibea,+ na wɔbɛtwa mo mmaa+ wɔ wɔn hyia adan mu.+ 18 Na me nti, wɔde mo bɛkɔ amrado ne ahemfo anim,+ na ama moadi wɔne amanaman no adanseɛ.+ 19 Nanso sɛ wɔde mo kɔ atumfoɔ no anim a, monnnwennwene sɛdeɛ mobɛkasa anaa deɛ mobɛka ho, na wɔde deɛ mobɛka bɛma mo amonom hɔ ara.+ 20 Ɛfiri sɛ ɛnyɛ mo ara na mobɛkasa, mmom mo Agya no honhom na ɛnam mo so bɛkasa.+ 21 Afei nso, onua bɛyi onua ama ama wɔaku no, na papa ayi ne ba ama, na mma bɛsɔre atia wɔn awofoɔ, na wɔbɛma wɔaku wɔn.+ 22 Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtan mo,+ na deɛ ɔbɛmia n’ani agyina mu akɔsi awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.+ 23 Sɛ wɔtan mo ani wɔ kuro baako mu a, monnwane nkɔ foforɔ mu;+ nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, morenwie mo adwuma no wɔ Israel nkuro nyinaa mu ansa na onipa Ba no aba.
24 “Osuani nsene ne kyerɛkyerɛfoɔ, na akoa nsene ne wura.+ 25 Sɛ osuani bɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ a, ɛno ara dɔɔso, na akoa nso bɛyɛ sɛ ne wura+ a, ɛno ara dɔɔso. Sɛ nnipa afrɛ efiewura no Beelsebub*+ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔremfrɛ ne fiefoɔ no saa ara? 26 Enti monnsuro wɔn, na biribiara nni hɔ a wɔakata so a ɛrenna adi, na ahintasɛm biara nni hɔ a ɛrempue.+ 27 Deɛ meka kyerɛ mo sum mu no, monka no hann mu; deɛ wɔka gu mo asom no, monka no adan atifi.+ 28 Na monnsuro wɔn a wɔkum nipadua nanso wɔntumi nkum ɔkra*+ no; mmom monsuro deɛ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne nipadua no nyinaa wɔ Gehenna.*+ 29 Wɔtɔn nkasanoma mmienu gye kaprɛ,* ɛnte saa? Nanso wɔn mu baako mpo ntɔ fam a mo Agya renhunu.+ 30 Na mo tiri nwi mpo, wakan ne nyinaa. 31 Enti monnsuro; mo ho hia sene nkasanoma bebree.+
32 “Enti obiara a ɔbɔ me din wɔ nnipa anim no,+ me nso mɛbɔ ne din wɔ m’Agya a ɔwɔ soro no anim.+ 33 Na obiara a ɔpo* me wɔ nnipa anim no, me nso mɛpo* no wɔ m’Agya a ɔwɔ soro no anim.+ 34 Monnnwene sɛ mede asomdwoeɛ baa asaase so; ɛnyɛ asomdwoeɛ na mede baeɛ, na mmom sekan.+ 35 Na mede mpaapaemu na ɛbaeɛ, na ɔbarima asɔre atia ne papa, na ɔbabaa asɔre atia ne maame, na ɔbaa warefoɔ asɔre atia n’asebaa.+ 36 Nokwasɛm ne sɛ, onipa ankasa fiefoɔ na wɔbɛyɛ n’atamfo. 37 Deɛ ɔpɛ ne papa anaa ne maame asɛm sene me no, ɔmfata sɛ ɔyɛ me suani. Na deɛ ɔpɛ ne babarima anaa ne babaa asɛm sene me no, ɔmfata sɛ ɔyɛ me suani.+ 38 Na obiara a ɔmfa n’asɛndua* na ɔnni m’akyi no, ɔmfata sɛ ɔyɛ me suani.+ 39 Obiara a ɔbɛyɛ sɛ ɔbɛgye ne kra* no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a me nti ɔbɛhwere ne kra* no, ne nsa bɛka.+
40 “Obiara a ɔgye mo no gye me nso, na obiara a ɔgye me no gye Deɛ ɔsomaa me no nso.+ 41 Obiara a ɔgye odiyifoɔ ɛsiane sɛ ɔyɛ odiyifoɔ nti no, ɔbɛnya odiyifoɔ akatua,+ na obiara a ɔgye ɔteneneeni ɛsiane sɛ ɔyɛ ɔteneneeni nti no, ɔbɛnya ɔteneneeni akatua. 42 Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu baako nsuonwunu kuruwa ma* anom ɛsiane sɛ ɔyɛ osuani nti no, nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, n’akatua remmɔ no da.”+
11 Berɛ a Yesu maa n’asuafoɔ 12 no akwankyerɛ wieeɛ no, ɔfirii hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm no wɔ wɔn nkuro no mu.+
2 Na berɛ a Yohane da afiase+ a ɔtee nnwuma a Kristo reyɛ no, ɔsomaa n’asuafoɔ+ 3 kɔbisaa no sɛ: “Wone Deɛ Ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ obi foforɔ kwan?”+ 4 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na monkɔka deɛ mote na mohunu no nkyerɛ Yohane sɛ:+ 5 Seesei anifirafoɔ hunu adeɛ,+ mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ+ nya ayaresa,* wɔn a wɔn aso asi te asɛm, wɔnyane awufoɔ, na wɔka asɛmpa no+ kyerɛ ahiafoɔ. 6 Anigyeɛ ne obi a ɔmma me ho biribiara nto no suntidua.”+
7 Berɛ a weinom nam kwan so rekɔ no, Yesu firii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ: “Deɛn na mokɔɔ serɛ so kɔhwɛeɛ?+ Demmire* a mframa rewoso no anaa?+ 8 Ɛnneɛ, deɛn na mopue kɔhwɛeɛ? Ɔbarima a ɔhyɛ ataade pa* anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntaade pa no, wɔte ahemfie. 9 Deɛn nti koraa na mopueeɛ? Mokɔhwɛɛ odiyifoɔ anaa? Aane, ɔyɛ odiyifoɔ, na ɔsene odiyifoɔ mpo.+ 10 Wei ne deɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm sɛ: ‘Hwɛ! meresoma me somafoɔ adi w’anim, na ɔno na ɔbɛsiesie kwan mu ama wo!’+ 11 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn nyinaa mu no, obiara mmaeɛ a ɔyɛ kɛseɛ sene Yohane Suboni; nanso deɛ ɔsua wɔ ɔsoro Ahennie mu no yɛ kɛseɛ sene no.+ 12 Ɛfiri Yohane Suboni berɛ so bɛsi nnɛ no, ɔsoro Ahennie no ne botaeɛ a nnipa repere aduru ho, na wɔn a wɔyere wɔn ho dendeenden no nsa ka.+ 13 Ɛfiri sɛ Adiyifoɔ no ne Mmara no nyinaa hyɛɛ nkɔm bɛsii Yohane so.+ 14 Na sɛ mobɛgye atom a, ɔno ne ‘Elia a ɔreba no.’+ 15 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie.
16 “Hwan na mede awoɔ ntoatoasoɔ yi bɛtoto ne ho?+ Ɛte sɛ mmɔfra nkumaa a wɔtete dwa so a wɔreteam frɛ wɔn mfɛfoɔ 17 sɛ: ‘Yɛde atɛntɛbɛn bɔɔ nnwom maa mo, nanso moansa; yɛsui na yɛteateaam, nanso moanni awerɛhoɔ.’* 18 Saa ara nso na Yohane baeɛ no, wannidi na wannom, na nkurɔfoɔ se, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’ 19 Onipa Ba no aba; ɔdidi na ɔnom,+ nanso nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Hwɛ! Ɔbarima didifoɔ* ne kɔwensani, wɔn a wɔgyegye toɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo.’+ Nanso, nyansa nam ne nnwuma so* di bem.”*+
20 Afei ɔfirii aseɛ kaa nkuro a ɔyɛɛ n’anwanwadeɛ dodoɔ no ara wom no anim, ɛfiri sɛ wɔansakra: 21 “Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ anwanwadeɛ a ɛkɔɔ so wɔ mo mu no, sɛ ɛkɔɔ so wɔ Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra afirafira awerɛhoɔ ntoma* atenatena nsõ mu+ dadaada. 22 Enti mereka akyerɛ mo sɛ, deɛ ɛbɛto mo Atemmu Da no, ɛbɛkyɛn Tiro ne Sidon.+ 23 Na wo Kapernaum,+ wɔbɛma wo so akɔ soro anaa? Adamena* mu na wobɛsiane akɔ;+ ɛfiri sɛ anwanwadeɛ a wɔyɛɛ wɔ wo mu no, sɛ wɔyɛɛ wɔ Sodom a, anka ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ da yi. 24 Enti mereka akyerɛ mo sɛ, deɛ ɛbɛto wo Atemmu Da no, ɛbɛkyɛn Sodom asaase no.”+
25 Saa berɛ no, Yesu kaa sɛ: “Agya, ɔsoro ne asaase Wura, meyi wo ayɛ wɔ badwam, ɛfiri sɛ wode weinom asie anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi no adi akyerɛ mmɔfra nkumaa.+ 26 O Agya, ɛyɛ ampa, ɛfiri sɛ wei ne ɛkwan a ɛsɔ w’ani. 27 M’Agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa,+ na obiara nnim Ɔba no yie gye Agya no,+ na saa ara nso na obiara nnim Agya no yie gye Ɔba no, ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔda Agya no adi kyerɛ no no.+ 28 Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. 29 Momfa me kɔndua nto mo ho so na monsua me, ɛfiri sɛ medwo, na mebrɛ me ho ase akoma mu,+ na mobɛnya home.* 30 Ɛfiri sɛ me kɔndua soa nyɛ den na m’adesoa yɛ hare.”
12 Saa berɛ no, Yesu kɔfaa hwiit* afuo mu Homeda. Ɛkɔm dee n’asuafoɔ no, na wɔfirii aseɛ tetee* hwiit mmɛtem no bi wee.+ 2 Berɛ a Farisifoɔ no huu wei no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! W’asuafoɔ no reyɛ biribi a mmara mma kwan sɛ wɔyɛ no Homeda.”+ 3 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ Dawid yɛeɛ berɛ a ɛkɔm dee ɔne mmarima a wɔka ne ho no, monkenkanee?+ 4 Dawid kɔɔ Onyankopɔn fie, na ɔne ne mmarima no dii paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim no.*+ Ná mmara mma kwan sɛ ɔno anaa wɔn a wɔka ne ho no di bi, gye asɔfoɔ no nko ara.+ Saa asɛm no, monkenkanee? 5 Anaa monkenkanee wɔ Mmara no mu sɛ, ɛduru Homeda a, asɔfoɔ a wɔwɔ asɔrefie hɔ no bu Homeda no so nanso wɔnni fɔ?+ 6 Nso mereka akyerɛ mo sɛ, deɛ ɛso sene asɔrefie no wɔ ha.+ 7 Nanso asɛm a ɛne, ‘Mepɛ mmɔborɔhunu+ na ɛnyɛ afɔrebɔ’+ no, mohuu deɛ ɛkyerɛ a, anka moammu wɔn a wɔn ho nni asɛm no fɔ. 8 Ɛfiri sɛ Onipa Ba no ne Homeda Wura.”+
9 Berɛ a ɔfirii hɔ no, ɔkɔɔ wɔn hyiadan mu. 10 Na hwɛ! ná onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awu!*+ Afei deɛ ɛbɛyɛ na wɔabɔ no soboɔ no, wɔbisaa no sɛ, “Mmara ma kwan sɛ wɔsa yareɛ Homeda?”+ 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo mu hwan na sɛ ɔwɔ odwan baako na ɔtɔ amena mu Homeda a, ɔrensɔ ne mu nyi no mfiri mu?+ 12 Onipa ho hia koraa* sene odwan! Enti mmara ma kwan sɛ wɔyɛ adepa Homeda.” 13 Ɛnna ɔka kyerɛɛ onipa no sɛ: “Tene wo nsa.” Na ɔtenee, na ɛsan yɛɛ yie te sɛ ne nsa baako no. 14 Nanso Farisifoɔ no pue kɔbɔɔ ne ho pɔ sɛ wɔbɛku no. 15 Berɛ a Yesu hunuu saa no, ɔfirii hɔ kɔe. Nnipa bebree nso dii n’akyi,+ na ɔsaa wɔn nyinaa yareɛ. 16 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ na wɔamma nkurɔfoɔ anhunu onipa korɔ a ɔyɛ,+ 17 na ama deɛ wɔnam odiyifoɔ Yesaia so kaeɛ no aba mu. Ɔkaa sɛ:
18 “Hwɛ! M’akoa+ a mayi no, deɛ medɔ no a magye no atom!*+ Mɛhwie me honhom agu ne so,+ na ɔbɛma amanaman no ahunu deɛ atɛntenenee kyerɛ pefee. 19 Ɔne obi renham,+ na ɔrenteateam, na obiara rente ne nne wɔ mmɔnten so. 20 Ɔremmu demmire* a abuka biara mu, na ɔrennum ntomaban a ɛrefiri wisie biara,+ kɔsi sɛ ɔbɛma atɛntenenee aba baabiara.* 21 Nokorɛm no, amanaman de wɔn ani bɛto ne din so.”+
22 Afei wɔde ɔbarima bi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ nifirani ne mum brɛɛ no, na ɔsaa no yareɛ maa ɔbarima a ɔyɛ mum no kasae, na ɔhunuu adeɛ. 23 Na nnipadɔm no nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔfirii aseɛ kekaa sɛ: “Ɛnyɛ wei ne Dawid Ba no?” 24 Berɛ a Farisifoɔ no tee wei no, wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ hwee na saa damfo yi de tu ahonhommɔne sɛ Beelsebub,* ahonhommɔne panin no.”+ 25 Berɛ a ɔhuu wɔn adwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahennie biara a ɛko tia ne ho no bɛsɛe, na kuro anaa efie biara a ɛko tia ne ho no rennyina. 26 Enti sɛ Satan tu Satan a, na ɔreko atia ne ho. Ɛnneɛ, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahennie agyina? 27 Bio nso, sɛ mede Beelsebub na ɛtu ahonhommɔne a, mo mma* de hwan na ɛtu wɔn? Wei nti, wɔbɛbu mo atɛn. 28 Na sɛ mede Onyankopɔn honhom na ɛtu ahonhommɔne a, ɛnneɛ na mo ne Onyankopɔn Ahennie abɔ nsianho.+ 29 Anaa ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi abɔ awura ɔhoɔdenfoɔ bi fie akɔgye ne nneɛma? Gye sɛ ɔdi kan kyekyere ɔhoɔdenfoɔ no ansa na watumi asesa nneɛma a ɛwɔ ne fie. 30 Obiara a ɔnni m’afã no, ɔsɔre tia me, na obiara a ɔne me mmoaboa ano no, ɔhwete.+
31 “Wei nti mereka akyerɛ mo sɛ, wɔde bɔne ne abususɛm biara bɛkyɛ nnipa, nanso abususɛm a ɛtia honhom no deɛ, wɔremfa nkyɛ.+ 32 Ebi ne sɛ, obiara a ɔbɛka asɛm bi atia onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no,+ nanso obiara a ɔbɛkasa atia honhom kronkron no, wɔremfa nkyɛ no; wɔremfa nkyɛ no wiase yi* mu anaa deɛ ɛreba no mu.+
33 “Sɛ mobɛma dua no ayɛ dua pa na n’aba ayɛ aba pa a, momma ɛnyɛ; sɛ nso mobɛma ayɛ dua bɔne na n’aba ayɛ aba bɔne a, momma ɛnyɛ, ɛfiri sɛ dua biara aba na wɔde hunu dua korɔ.+ 34 Nhuritia* mma,+ mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm a ɛyɛ papa berɛ a moyɛ abɔnefoɔ? Ɛfiri sɛ deɛ ayɛ akoma mã no na ano ka.+ 35 Onipa pa yi adepa firi nneɛma pa a waboaboa ano mu ba, na onipa bɔne yi adebɔne firi nneɛma bɔne a waboaboa ano mu ba.+ 36 Mereka akyerɛ mo sɛ, asɛm biara a mfasoɔ nni so a nnipa ka no, wɔbɛbu ho akonta+ Atemmu Da no. 37 Ɛfiri sɛ mo nsɛm so na wɔnam bɛbu mo bem, na mo nsɛm so na wɔnam bɛbu mo fɔ.”
38 Ɛnna atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ binom ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ woyɛ sɛnkyerɛnne bi ma yɛhwɛ.”+ 39 Ɔmaa wɔn mmuaeɛ sɛ: “Awoɔ ntoatoasoɔ abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ* kɔ so hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye odiyifoɔ Yona sɛnkyerɛnne no.+ 40 Na sɛdeɛ Yona dii apataa kɛseɛ no yam nnansa, awia ne anadwo no,+ saa ara na onipa Ba no bɛdi asaase yam* nnansa, awia ne anadwo.+ 41 Nnipa a wɔwɔ Niniwe ne awoɔ ntoatoasoɔ yi bɛsɔre atemmuo berɛ mu, na wɔbɛbu awoɔ ntoatoasoɔ yi fɔ, ɛfiri sɛ asɛm a Yona kaeɛ no maa wɔsakrae.+ Nanso hwɛ! deɛ ɔsene Yona wɔ ha.+ 42 Wɔbɛnyane anaafoɔ fam hemmaa ne awoɔ ntoatoasoɔ yi aba atemmuo no mu, na ɔbɛbu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ ɔfiri asaase ano bɛtiee Solomon nyansa.+ Nanso hwɛ! deɛ ɔsene Solomon wɔ ha.+
43 “Sɛ honhom fĩ bi firi obi mu a, ɔkɔfa asaase a ɛso awo so, na ɔhwehwɛ homebea, nanso ɔnnya bi.+ 44 Afei ɔka sɛ, ‘Mɛsan akɔ me fie a metu firii mu no mu’; sɛ ɔbɛduru hɔ a, ɔhunu sɛ obiara nni fie no mu,* na wɔaprapra mu asiesie mu kama. 45 Enti ɔkɔ kɔfa ahonhom nson foforɔ a wɔdi bɔne sene no ka ne ho, na wɔba mu bɛtena hɔ, na saa onipa no awieeɛ sɛe sene kane no.+ Saa ara na ɛbɛyɛ awoɔ ntoatoasoɔ abɔnefoɔ yi nso.”
46 Berɛ a ɔgu so rekasa akyerɛ nnipadɔm no, ne maame ne ne nua mmarima+ bɛgyinaa abɔnten hɔ, na na wɔpɛ sɛ wɔne no kasa.+ 47 Enti obi ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Wo maame ne wo nua mmarima gyina abɔnten, na wɔpɛ sɛ wɔne wo kasa.” 48 Ɛnna ɔka kyerɛɛ deɛ ɔkaa saa kyerɛɛ no no sɛ: “Hwan ne me maame, na hwannom ne me nua mmarima?” 49 Na ɔtenee ne nsa kyerɛɛ n’asuafoɔ no so kaa sɛ: “Hwɛ! Me maame ne me nua mmarima nie!+ 50 Na obiara a ɔyɛ deɛ m’Agya a ɔwɔ soro no pɛ no, ɔno na ɔyɛ me nuabarima ne me nuabaa ne me maame.”+
13 Saa da no, Yesu firii fie hɔ kɔtenaa mpoano. 2 Na nnipadɔm bebree bɛtwaa ne ho hyiae, enti ɔkɔforoo kodoɔ tenaa mu, na na nnipadɔm no nyinaa gyinagyina mpoano hɔ.+ 3 Afei ɔde mfatoho kaa nsɛm pii kyerɛɛ wɔn+ sɛ: “Hwɛ! Ogufoɔ bi kɔɔ sɛ ɔrekɔgu aba.+ 4 Berɛ a ɔregu aba no, ebi kɔguu kwankyɛn, na nnomaa bɛdii.+ 5 Ebi nso kɔguu baabi a abotan wɔ a dɔteɛ pii nnie, na ɛsiane sɛ dɔteɛ pii nni hɔ nti, ntɛm ara na ɛfifiiɛ.+ 6 Nanso berɛ a awia pueeɛ no, ɛhyee no, na ɛsiane sɛ ɛnni nhini nti, ɛwuiɛ. 7 Ebi kɔguu nkasɛɛ mu, na nkasɛɛ no nyinii, na ɛmiaa no.+ 8 Na ebi nso kɔguu asaase pa mu, na ɛfirii aseɛ soo aba; ebi mmɔho 100, ebi mmɔho 60, na ebi nso mmɔho 30.+ 9 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie.”+
10 Enti asuafoɔ no ba bɛbisaa no sɛ: “Adɛn nti na wode mfatoho kasa kyerɛ wɔn?”+ 11 Ɔbuaa wɔn sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte ɔsoro Ahennie ho ahintasɛm kronkron no ase,+ na wɔn deɛ, wɔmfa mmaa wɔn. 12 Na obiara a ɔwɔ nteaseɛ no, Onyankopɔn bɛma no bi aka ho, na deɛ ɔnni nteaseɛ no deɛ, nteaseɛ kakra a ɔwɔ no mpo, Onyankopɔn bɛgye afiri ne nsam.+ 13 Wei nti na mede mfatoho kasa kyerɛ wɔn; ɛfiri sɛ wɔhwɛ deɛ, nanso wɔhwɛ no kwa, na wɔte deɛ, nanso wɔte no kwa, na wɔnte aseɛ.+ 14 Na wɔn so na Yesaia nkɔmhyɛ no aba mu. Ɛka sɛ: ‘Te deɛ mobɛte nanso morente aseɛ; hwɛ deɛ mobɛhwɛ nanso morenhunu.+ 15 Ɛfiri sɛ ɔman yi akoma apirim, na wɔde wɔn aso atie kwa. Wɔakata wɔn ani sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn ani nhunu da, na wɔremfa wɔn aso ntie, na wɔremfa wɔn akoma nte aseɛ, na wɔansakra amma mansa wɔn yareɛ.’+
16 “Nanso anigyeɛ ne mo ani, ɛfiri sɛ ɛhunu adeɛ, ne mo aso, ɛfiri sɛ ɛte asɛm.+ 17 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, ná adiyifoɔ ne ateneneefoɔ bebree pɛ sɛ wɔhunu nneɛma a seesei mohunu yi, nanso wɔanhunu;+ ná wɔpɛ sɛ wɔte nsɛm a mote yi, nanso wɔante.
18 “Afei montie deɛ ogufoɔ ho mfatoho no kyerɛ.+ 19 Obiara a ɔte Ahennie no ho asɛm na ɔnte aseɛ no, ɔbɔnefoɔ no+ ba bɛhwim deɛ wɔagu no n’akoma mu no; wei ne deɛ ɛkɔguu kwankyɛn no.+ 20 Na deɛ ɛkɔguu abotan so no, ɔno ne deɛ ɔte asɛm no, na ɔde anigyeɛ gye tom ntɛm ara.+ 21 Nanso ɛsiane sɛ ɔnni nhini biara nti, ɔtena hɔ kakra, na sɛ asɛm no nti ɔhunu amane anaa wɔtan n’ani a, ɛto no suntidua ntɛm ara. 22 Na deɛ ɛkɔguu nkasɛɛ mu no, ɔno ne deɛ ɔte asɛm no, nanso wiase yi* mu dadwene+ ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm no, na ɛnso aba.+ 23 Na deɛ ɛkɔguu asaase pa mu no, ɔno ne deɛ ɔte asɛm no na ɔte aseɛ, na ɔso aba ankasa; ebi 100, ebi 60, na ebi nso 30.”+
24 Ɔmaa wɔn mfatoho foforɔ sɛ: “Ɔsoro Ahennie te sɛ ɔbarima bi a ɔduaa hwiit* wɔ n’afuo mu. 25 Berɛ a nnipa adeda no, ne tamfo bae, na ɔbɛduaa nwura bɔne wɔ hwiit no mu, na ɔgyaa hɔ kɔe. 26 Berɛ a ɛyiyii ahaban na ɛsoo aba no, nwura bɔne no nso yii ne ho adi. 27 Enti efiewura no nkoa bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Owura, ɛnyɛ hwiit* na woduaa wɔ w’afuo no mu? Ɛnneɛ ɛyɛɛ dɛn na nwura bɔne aba mu yi?’ 28 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɔtamfo bi na ɔbɛyɛɛ saa.’+ Nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wopɛ sɛ yɛkɔtutu anaa?’ 29 Ɔkaa sɛ, ‘Daabi, ɛfiri sɛ anhwɛ a, berɛ a moretutu nwura bɔne no, mobɛtutu hwiit no afra. 30 Momma mmienu no nyinaa nnyini nkɔsi twaberɛ, na twaberɛ duru a, mɛka akyerɛ atwafoɔ no sɛ: Monni kan ntutu nwura bɔne no na monkyekyere no atifi atifi nkɔhye; afei mommoaboa hwiit no ano ngu m’adekoradan mu.’”+
31 Ɔmaa wɔn mfatoho foforɔ sɛ: “Ɔsoro Ahennie te sɛ sinapi aba a obi fa kɔduaa n’afuo mu.+ 32 Deɛ ɛwom ne sɛ, ɛno ne aba nyinaa mu deɛ ɛsua koraa, nanso sɛ ɛnyini a, ɛba bɛyɛ afifideɛ* mu deɛ ɛsõ sene biara, na ɛbɛyɛ dua ma wiem nnomaa bɛtena ne mman so.”
33 Ɔsan maa wɔn mfatoho foforɔ sɛ: “Ɔsoro Ahennie te sɛ mmɔka* a ɔbaa bi de fraa esiam bɛyɛ olonka nson ne fã* kɔsii sɛ ne nyinaa mu kaeɛ.”+
34 Yesu de mfatoho na ɛkaa weinom nyinaa kyerɛɛ nnipadɔm no. Nokwasɛm ne sɛ, wankasa ankyerɛ wɔn a wanyɛ mfatoho,+ 35 na ama deɛ wɔnam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ: “Mfatoho na mede bɛkasa; mɛpae mu aka nsɛm a ahinta firi mfitiaseɛ no.”*+
36 Afei ɔgyaa nnipadɔm no kwan, na ɔkɔɔ fie. Na n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Kyerɛkyerɛ afuo mu nwura bɔne ho mfatoho no mu kyerɛ yɛn.” 37 Ɔbuaa wɔn sɛ: “Deɛ ɔduaa hwiit* no ne onipa Ba no; 38 afuo no ne wiase.+ Hwiit* no ne Ahennie mma no; nwura bɔne no ne ɔbɔnefoɔ no mma,+ 39 na ɔtamfo a ɔguiɛ no ne Ɔbonsam. Twaberɛ no ne wiase* awieeɛ berɛ, na atwafoɔ no ne abɔfoɔ. 40 Enti, sɛdeɛ wɔtutu nwura bɔne no de egya hyeɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ wɔ wiase yi* awieeɛ berɛ mu.+ 41 Onipa Ba no bɛsoma n’abɔfoɔ, na wɔbɛboaboa biribiara a ɛto suntidua ne wɔn a wɔyɛ nneɛma bɔne* ano afiri n’Ahennie no mu, 42 na wɔbɛto wɔn agu egya fononoo no mu.+ Ɛhɔ na wɔbɛsu na wɔaka wɔn se asi so dendeenden.* 43 Saa berɛ no, ateneneefoɔ bɛhyerɛn paa sɛ awia+ wɔ wɔn Agya Ahennie mu. Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie.
44 “Ɔsoro Ahennie te sɛ agyapadeɛ* bi a wɔde ahinta wuram a obi kɔhunuiɛ na ɔde sieeɛ. Anigyeɛ a ɔnyaeɛ nti, ɔkɔtɔn deɛ ɔwɔ nyinaa kɔtɔɔ saa asaase no.+
45 “Bio nso, ɔsoro Ahennie te sɛ odwadini bi a ɔtu kwan kɔhwehwɛ abohene. 46 Berɛ a ɔhuu abohene baako a ne bo yɛ den no, ɔkɔe, na ntɛm ara ɔkɔtɔn deɛ ɔwɔ nyinaa, na ɔkɔtɔe.+
47 “Bio nso, ɔsoro Ahennie te sɛ asau a wɔgyaa guu po mu maa ɛyii mpataa ahodoɔ nyinaa bi. 48 Berɛ a ɛyɛɛ ma no, wɔtwe baa mpoano, na wɔtenaa ase boaboaa papa no+ ano guu adeɛ mu, na deɛ ɛnyɛ+ no deɛ, wɔto guiɛ. 49 Sɛ wiase* awieeɛ berɛ no duru a, saa ara na ɛbɛyɛ. Abɔfoɔ no bɛkɔ akɔyiyi abɔnefoɔ afiri ateneneefoɔ mu, 50 na wɔbɛto wɔn agu egya fononoo no mu. Ɛhɔ na wɔbɛsu na wɔaka wɔn se asi so dendeenden.”*
51 Ɔbisaa sɛ: “Motee weinom nyinaa ase anaa?” Na wɔbuaa sɛ: “Aane.” 52 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ɛte saa a, ɔkyerɛkyerɛfoɔ biara a wɔakyerɛ no ɔsoro Ahennie ho adeɛ no, ɔte sɛ efiewura bi a ɔyi nneɛma firi ɛdan a ɔde n’agyapadeɛ sie mu no mu. Ɔyi nneɛma foforɔ ne dada nyinaa pue.”
53 Berɛ a Yesu maa mfatoho ahodoɔ yi wieeɛ no, ɔfirii hɔ kɔe. 54 Na berɛ a ɔkɔɔ ne kurom no,+ ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ wɔn hyiadan mu maa wɔn ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: “Ɛhe na onipa yi nyaa nyansa ne tumi a ɔde yɛ anwanwadeɛ yi?+ 55 Ɛnyɛ kapenta no ba no nie?+ Ɛnyɛ ne maame na wɔfrɛ no Maria no, na ne nua mmarima nso, wɔmfrɛ wɔn Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda anaa?+ 56 Na ne nua mmaa nso, ɛnyɛ yɛne wɔn nyinaa na ɛwɔ ha? Ɛnneɛ ɛhe na ɔnyaa weinom nyinaa firiiɛ?”+ 57 Enti ɔbɛyɛɛ suntidua maa wɔn.+ Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔdi odiyifoɔ ni baabiara, gye ne kurom ne ɔno ara ne fie.”+ 58 Na ɛsiane sɛ wɔnni gyidie nti, wanyɛ anwanwadeɛ bebree wɔ hɔ.
14 Saa berɛ no, Herode a ɔyɛ ɔmantam sodifoɔ* no tee Yesu ho asɛm,+ 2 na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Ɛyɛ Yohane Suboni. Wɔanyane no afiri awufoɔ mu, na ɛno nti na ɔtumi yɛ anwanwadeɛ ahodoɔ yi.”+ 3 Ná Herode* akye Yohane de nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no de no ato afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti.+ 4 Ná Yohane ka kyerɛ no daa sɛ: “Mmara mma kwan sɛ wobɛware no.”+ 5 Ná ɔpɛ sɛ ɔku no, nanso na ɔsuro nnipadɔm no, ɛfiri sɛ na wɔbu Yohane sɛ odiyifoɔ.+ 6 Berɛ a wɔredi Herode awoda no,+ Herodia babaa saa wɔ aseɛ maa ɛyɛɛ Herode fɛ yie,+ 7 enti Herode hyɛɛ bɔ kaa ntam sɛ, deɛ ɔbɛbisa biara, ɔde bɛma no. 8 Ɛnna abaayewa no maame tutu guu n’asom maa no kaa sɛ: “Fa Yohane Suboni ti to apampaa so ma me ha yi ara.”+ 9 Asɛm no haa ɔhene no, nanso ntam a na waka ne wɔn a wɔne no redidi* no nti, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa mma no. 10 Enti ɔsoma maa wɔkɔtwaa Yohane ti wɔ afiase. 11 Na wɔde ne ti no too apampaa so brɛɛ abaayewa no, na ɔde kɔmaa ne maame. 12 Akyire yi, n’asuafoɔ no bɛyii ne funu* no kɔsieeɛ. Ɛnna wɔbɛbɔɔ Yesu amanneɛ. 13 Berɛ a Yesu tee asɛm no, ɔkɔtenaa kodoɔ mu firii hɔ sɛ ɔrekɔ baabi a ate ne ho akɔhyɛ hɔ komm. Nanso nnipadɔm no tee, na wɔfirii nkuro no mu faa fam toaa no wɔ hɔ.+
14 Berɛ a ɔpue baa mpoano no, ɔhuu nnipadɔm kɛseɛ bi. Wɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ na ɔsaa ayarefoɔ a ɛwom no yareɛ.+ 15 Ɛduruu anwummerɛ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛha ate ne ho, na adeɛ nso resa. Gya nnipadɔm no kwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi akɔ nkuraa no ase akɔtɔ aduane adi.”+ 16 Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔkɔ; mo ara momma wɔn biribi nni.” 17 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛnni hwee wɔ ha, gye paanoo nnum ne mpataa mmienu.” 18 Ɔkaa sɛ: “Momfa mmrɛ me.” 19 Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no maa wɔtenatenaa serɛ no so. Ɛnna ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so.+ Afei ɔbubuu paanoo no mu kyekyɛ maa asuafoɔ no, na asuafoɔ no nso kyekyɛ maa nnipadɔm no. 20 Enti wɔn nyinaa didi mee. Na berɛ a wɔsesaa deɛ ɛkaa aseɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛn 12 mama.+ 21 Wɔn a wɔdii aduane no bɛyɛ mmarima 5,000; wɔankan mmaa ne mmɔfra nkumaa no anka ho.+ 22 Afei ntɛm ara, ɔmaa n’asuafoɔ no tenaa kodoɔ no mu sɛ wɔnni kan ntwa nkɔ asuogya, na ɔgyaa nnipadɔm no kwan maa wɔkɔe.+
23 Berɛ a ɔgyaa nnipadɔm no kwan maa wɔkɔeɛ no, ɔno nko ara kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ.+ Ɛduruu anwummerɛ no, na ɔno nko ara na ɔwɔ hɔ. 24 Saa berɛ yi, na ɛfiri baabi a kodoɔ no wɔ reba asaase so yɛ mita bebree,* na na asorɔkye no ama ayɛ den ama wɔn, ɛfiri sɛ na mframa no bɔ hyia wɔn. 25 Na ɛduruu ahomakye* no, ɔnantee po so baa wɔn nkyɛn. 26 Berɛ a asuafoɔ no huu no sɛ ɔnam po no so no, wɔn akoma tui, na wɔkaa sɛ: “Ɛyɛ daeɛ anaa?” Na ehu maa wɔteateaam. 27 Ɛhɔ ara na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam! Ɛyɛ me a; monnsuro.”+ 28 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ ɛyɛ wo ampa a, ka ma memfa nsuo no so mmra wo nkyɛn.” 29 Ɔkaa sɛ: “Bra!” Ɛnna Petro si firii kodoɔ no mu nantee nsuo no so, na ɔde n’ani kyerɛɛ baabi a Yesu wɔ no. 30 Nanso berɛ a ɔhuu sɛdeɛ mframa no rebɔ no, ehu kaa no. Na berɛ a ɔfirii aseɛ sɛ ɔremem no, ɔteaam sɛ: “Awurade, gye me!” 31 Ɛhɔ ara na ɔtenee ne nsa, na Yesu sɔɔ ne mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo a wo gyidie sua, adɛn nti na womaa w’adwene hinhimiiɛ?”+ 32 Berɛ a wɔforo tenaa kodoɔ no mu no, mframa no gyaee. 33 Na wɔn a wɔwɔ kodoɔ no mu no kotoo no kaa sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn Ba ampa.” 34 Na wɔtwa baa Genesaret asaase so.+
35 Berɛ a mmarima a wɔwɔ hɔ huu no no, wɔsoma kɔɔ nkuro a atwa ahyia nyinaa mu, na nkurɔfoɔ de ayarefoɔ nyinaa brɛɛ no. 36 Na wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’ataadeɛ ngugusoɔ ano kɛkɛ,+ na wɔn a wɔde wɔn nsa kaeɛ nyinaa ho tɔɔ wɔn koraa.
15 Ɛnna Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ firii Yerusalem baa Yesu nkyɛn+ bɛkaa sɛ: 2 “Adɛn nti na w’asuafoɔ no bu nananom amammerɛ* so? Sɛ wɔrebɛdidi sei a, wɔnhohoro wɔn nsa.”*+
3 Ɔbuaa wɔn sɛ: “Mo nso, adɛn nti na mo amammerɛ nti mobu Onyankopɔn ahyɛdeɛ so?+ 4 Ebi ne sɛ, Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Di wo papa ne wo maame ni’;+ afei nso, ‘Deɛ ɔkasa tia* ne papa anaa ne maame no, ma wɔnku no.’+ 5 Nanso mo deɛ moka sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka akyerɛ ne papa anaa ne maame sɛ: “Biribiara a mewɔ a mɛtumi de aboa wo no, ɛyɛ akyɛdeɛ a mahyira so ama Onyankopɔn” no,+ 6 ɛnhia sɛ ɔdi ne papa ni koraa.’ Ɛno nti, mode mo amammerɛ asɛe Onyankopɔn asɛm.+ 7 Nyaatwomfoɔ, ɛfata sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ:+ 8 ‘Ɔman yi de wɔn ano na ɛdi me ni, na wɔn akoma deɛ, atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri. 9 Wɔsom me kwa, ɛfiri sɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa ahyɛdeɛ.’”+ 10 Ɛnna ɔfrɛɛ nnipadɔm no baa ne nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montie na monte aseɛ:+ 11 Ɛnyɛ deɛ ɛkɔ onipa anom na ɛgu ne ho fĩ, na mmom deɛ ɛfiri onipa anom ba na ɛgu ne ho fĩ.”+
12 Afei asuafoɔ no bɛbisaa no sɛ: “Berɛ a Farisifoɔ no tee deɛ wokaeɛ no, wonim sɛ ɛtoo wɔn suntidua?”+ 13 Ɔbuaa sɛ: “Dua biara a ɛnyɛ me soro Agya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu. 14 Monnyaa wɔn. Wɔyɛ akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ. Na sɛ nifirani kyerɛ nifirani kwan a, wɔn mmienu nyinaa bɛhwe amena mu.”+ 15 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Kyerɛkyerɛ mfatoho no mu kyerɛ yɛn.” 16 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Enti mo nso, monnya ntee aseɛ?+ 17 Monnim sɛ biribiara a ɛkɔ onipa anom no, ɛkɔ ne yam, na ɛfiri ne nipadua mu kɔgu tiafi mu anaa? 18 Nanso deɛ ɛfiri onipa anom ba no firi akoma no mu, na saa nneɛma no na ɛgu onipa ho fĩ.+ 19 Ɛho nhwɛsoɔ ne sɛ, akoma no mu na adwemmɔne firi ba:+ awudie, awaresɛeɛ, adwamammɔ,* korɔno, adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ,* ne abususɛm. 20 Weinom ne nneɛma a ɛgu onipa ho fĩ, na sɛ obi anhohoro ne nsa* na ɔdidi a, ɛngu ne ho fĩ.”
21 Afei Yesu firii hɔ, na ɔkɔɔ Tiro ne Sidon mpɔtamu.+ 22 Na hwɛ! Foinikeni baa bi a ɔfiri mpɔtamu hɔ ba bɛteaam sɛ: “Awurade, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ. Ahonhommɔne reteetee me babaa dodo.”+ 23 Nanso wanka hwee ankyerɛ no. Enti n’asuafoɔ no bɛsrɛɛ no sɛ: “Ma no nkɔ, na tea ara na ɔreteateam di yɛn akyi.” 24 Ɔbuaa sɛ: “Wɔansoma me nnipa biara nkyɛn, gye Israel fie nnwan a wɔayera no.”+ 25 Na ɔbaa no ba bɛkotoo no kaa sɛ: “Awurade, boa me!” 26 Ɔbuaa sɛ: “Ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛfa mmɔfra paanoo ato ama nkraman mma.” 27 Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Ɛyɛ ampa, Awurade, nanso deɛ ɛwom ne sɛ, nkraman mma no di paanoo a aporoporo afiri wɔn wuranom pono so agu fam no bi.”+ 28 Afei Yesu buaa no sɛ: “O ɔbaa, wo gyidie so; ɛnyɛ hɔ mma wo sɛdeɛ wopɛ.” Na ɛfiri saa berɛ no ara, ne babaa no ho tɔɔ no.
29 Berɛ a Yesu firii hɔ no, ɔbaa Galilea Po ho,+ na berɛ a ɔforoo bepɔ no, ɔtenaa ase. 30 Ɛnna nnipadɔm pii bɛn no, na wɔde mpakye, wɔn a wɔadi dɛm, anifirafoɔ, mum, ne afoforɔ pii kaa wɔn ho, na wɔde wɔn bɛguu ne nan ase, na ɔsaa wɔn yareɛ.+ 31 Berɛ a nnipa no huu sɛ mum rekasa na mpakye renante na anifirafoɔ hunu adeɛ no, wɔn ho dwirii wɔn, na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn animuonyam.+
32 Na Yesu frɛɛ n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔkaa sɛ: “Nnipadɔm yi yɛ me mmɔbɔ,+ ɛfiri sɛ wɔatena me nkyɛn nnansa nie, na wɔnni hwee a wɔbɛdie. Mempɛ sɛ mɛma wɔde kɔm akɔ. Anhwɛ a na wɔakɔtwitwa ahwe wɔ kwan so.”+ 33 Nanso asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Baabi a ate ne ho sei deɛ, ɛhe na yɛbɛnya paanoo a ɛbɛso nnipadɔm bebrebe yi?”+ 34 Ɛnna Yesu bisaa wɔn sɛ: “Paanoo sɛn na mowɔ?” Wɔkaa sɛ: “Nson, ne mpataa kakraa bi.” 35 Enti, ɔmaa nnipadɔm no tenatenaa fam. 36 Afei ɔfaa paanoo nson no ne mpataa no, na berɛ a ɔdaa Onyankopɔn ase wieeɛ no, ɔbubuu mu, na ɔfirii aseɛ kyekyɛ maa asuafoɔ no, na asuafoɔ no nso kyekyɛ maa nnipadɔm no.+ 37 Na wɔn nyinaa di mee. Na berɛ a wɔsesaa aseɛ mporoporowaa no, ɛyɛɛ nkɛntɛn akɛseɛ nson mama.+ 38 Wɔn a wɔdii bi no yɛ mmarima 4,000; wɔankan mmaa ne mmɔfra nkumaa no anka ho. 39 Ɛnna ɔmaa nnipadɔm no kɔeɛ, na ɔtenaa kodoɔ no mu baa Magadan mpɔtamu.+
16 Na Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no kɔɔ ne nkyɛn, na ɛsiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔsɔ no hwɛ nti, wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ sɛnkyerɛnne bi a ɛfiri soro nkyerɛ wɔn.+ 2 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ɛduru anwummerɛ a, moka sɛ ‘ewiem bɛte, ɛfiri sɛ ewiem ayɛ kɔɔ.’ 3 Anɔpa nso moka sɛ, ‘Ewiem bɛyɛ nwunu ama nsuo atɔ nnɛ, ɛfiri sɛ ewiem ayɛ kɔɔ, na ayɛ kusuu.’ Motumi kyerɛ ewiem tebea ase, nanso mmerɛ no ho nsɛnkyerɛnne deɛ, montumi nkyerɛ aseɛ. 4 Awoɔ ntoatoasoɔ abɔnefoɔ ne awaresɛefo* kɔ so hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara,+ gye Yona sɛnkyerɛnne no.”+ Ɛnna ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ.
5 Na asuafoɔ no twa kɔɔ asuogya, na wɔn werɛ fii sɛ wɔbɛfa paanoo.+ 6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo ani nna hɔ, na monhwɛ yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔka* ho.”+ 7 Enti wɔfirii aseɛ dwendwenee ho kaa sɛ: “Yɛamfa paanoo biara.” 8 Yesu hunuu saa no, ɔkaa sɛ: “Adɛn nti na morekeka sɛ moamfa paanoo, mo a mo gyidie sua? 9 Enti monnya ntee aseɛ? Mo werɛ afi paanoo nnum a yɛde maa nnipa 5,000 ne nkɛntɛn dodoɔ a mosesaeɛ no?+ 10 Anaa paanoo nson a yɛde maa nnipa 4,000 ne nkɛntɛn akɛseɛ dodoɔ a mosesaeɛ no, monkae?+ 11 Adɛn nti na monhunu sɛ ɛnyɛ paanoo ho asɛm na meka kyerɛɛ mo? Mmom no, monhwɛ yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔka ho.”+ 12 Ɛnna wɔhuu sɛ ɛnyɛ paanoo mmɔka na ɔkaa sɛ wɔnhwɛ yie wɔ ho, na mmom Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nkyerɛkyerɛ.
13 Berɛ a Yesu baa Kaesarea Filipi mpɔtamu no, ɔbisaa n’asuafoɔ no sɛ: “Nkurɔfoɔ se onipa Ba no ne hwan?”+ 14 Wɔkaa sɛ: “Ebinom se Yohane Suboni,+ ebinom nso ka sɛ Elia,+ ɛnna ebinom nso se Yeremia anaasɛ adiyifoɔ no mu baako.” 15 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Na mo nso ɛ, mose meyɛ hwan?” 16 Simon Petro buaa sɛ: “Wone Kristo no,+ Onyankopɔn teasefoɔ no Ba.”+ 17 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Yona ba Simon, anigyeɛ ne wo, ɛfiri sɛ ɛnyɛ honam ne mogya* na ɛyii no adi kyerɛɛ wo, na mmom m’Agya a ɔwɔ soro no na ɔyi kyerɛɛ wo.+ 18 Afei mereka akyerɛ wo sɛ: Wone Petro,+ na ɔbotan yi+ so na mɛsi m’asafo, na Adamena* apono renni so nkonim. 19 Mede ɔsoro Ahennie nsafoa bɛma wo, na biribiara a wobɛkyekyere wɔ asaase so no, ɛbɛyɛ deɛ wɔakyekyere wɔ soro dada, na biribiara a wobɛsane wɔ asaase so no, ɛbɛyɛ deɛ wɔasan wɔ soro dada.” 20 Ɛnna ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ wɔnhwɛ yie na wɔanka ankyerɛ obiara sɛ ɔno ne Kristo no.+
21 Ɛfiri saa berɛ no rekɔ no, Yesu firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kɔhunu amane pii wɔ mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no nsam na wɔku no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wɔanyane no.+ 22 Ɛnna Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ɔfirii aseɛ kaa n’anim sɛ: “Awurade, ka asɛmpa ma wo ho; wei remma wo so da.”+ 23 Na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Firi me so, Satan! Woyɛ suntidua ma me, ɛfiri sɛ wonnwene Onyankopɔn adwene, na mmom nnipa adwene.”+
24 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyi a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ deɛ ɔno ara pɛ bio. Mmom ɔmfa n’asɛndua* na ɔnni m’akyi daa.+ 25 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔkora ne nkwa* so no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a me nti ɔbɛhwere ne nkwa* no, ne nsa bɛka.+ 26 Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne nkwa* a,+ mfasoɔ bɛn paa na ɔbɛnya? Anaa deɛn na onipa de bɛsesa ne nkwa?*+ 27 Onipa Ba no bɛba n’Agya animuonyam mu a n’abɔfoɔ ka ne ho, na ɔbɛtua obiara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.+ 28 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn a wɔgyina ha yi mu bi wɔ hɔ a, wɔrenka owuo nhwɛ kɔsi sɛ wɔbɛhunu sɛ onipa Ba no reba n’Ahennie mu.”+
17 Nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane kaa ne ho, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔ tenten bi so. Wɔn nko ara na na wɔwɔ hɔ.+ 2 Na ɔsakraa wɔ wɔn anim; n’anim hyerɛn te sɛ awia, na n’ataadeɛ yɛɛ hyɛnn* te sɛ hann.+ 3 Na hwɛ! Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, na na wɔne Yesu rekasa. 4 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha. Sɛ wopɛ a, mɛsi ntomadan mmiɛnsa wɔ ha; wo deɛ baako, Mose deɛ baako, Elia nso deɛ baako.” 5 Na berɛ a ɔgu so rekasa no, hwɛ! mununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ! ɛnne bi firi mununkum no mu baa sɛ: “Wei ne me Ba, deɛ medɔ no a magye no atom.+ Montie no.”+ 6 Berɛ a asuafoɔ no teeɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu hɔ, na ehu kaa wɔn paa. 7 Ɛnna Yesu kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔsosɔɔ wɔn mu kaa sɛ: “Monsɔre. Monnsuro.” 8 Berɛ a wɔmaa wɔn ani so no, wɔanhu obiara, gye Yesu nko ara. 9 Na berɛ a wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnka anisoadehunu no ho asɛm nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ wɔbɛnyane onipa Ba no afiri awufoɔ mu.”+
10 Ɛnna asuafoɔ no bisaa no sɛ: “Ɛnneɛ adɛn nti na atwerɛfoɔ no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Elia di kan ba ansa?”+ 11 Ɔbuaa sɛ: “Elia reba ampa, na ɔbɛtoto nneɛma nyinaa yie.+ 12 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, Elia aba dada a wɔanhu no, na wɔyɛɛ no deɛ wɔpɛ biara.+ Saa ara nso na onipa Ba no rebɛhunu amane wɔ wɔn nsam.”+ 13 Ɛnna asuafoɔ no hunuu sɛ Yohane Suboni ho asɛm na na ɔreka kyerɛ wɔn.
14 Berɛ a wɔbaa nnipadɔm no nkyɛn no,+ ɔbarima bi baa ne nkyɛn, na ɔbuu nkotodwe wɔ n’anim kaa sɛ: 15 “Awurade, hu me babarima yi mmɔbɔ ɛfiri sɛ ɔtwa, na ɔyare. Ɔtaa tɔ gya mu, na ɔtaa tɔ nsuo mu.+ 16 Mede no brɛɛ w’asuafoɔ no, nanso wɔantumi ansa no yareɛ.” 17 Yesu buaa sɛ: “O awoɔ ntoatoasoɔ abɔnefoɔ*+ a monni gyidie, berɛ tenten sɛn na me ne mo ntena? Mennya mo ho aboterɛ nkɔsi da bɛn? Fa no brɛ me wɔ ha.” 18 Na Yesu twii honhommɔne no anim, na ɔfirii abarimaa no mu, na ne ho tɔɔ no saa berɛ no ara.+ 19 Ɛnna asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn kokoam sɛ: “Adɛn nti na yɛantumi antu honhommɔne no?” 20 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo gyidie a ɛsua ntira. Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ mowɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba a, mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tu firi ha kɔ nohoa,’ na ɛbɛtu, na biribiara nni hɔ a ɛrenyɛ yie mma mo.”+ 21 *——
22 Ɛyɛ berɛ a wɔhyiaam wɔ Galilea no na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔbɛyi onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa,+ 23 wɔbɛku no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔbɛnyane no.”+ Na wɔn werɛ hoo paa.
24 Berɛ a wɔduruu Kapernaum no, wɔn a wɔgyegye drakma mmienu toɔ no baa Petro nkyɛn bɛbisaa sɛ: “Mo kyerɛkyerɛfoɔ no tua drakma mmienu toɔ no anaa?”+ 25 Ɔkaa sɛ: “Aane.” Nanso berɛ a Petro wuraa fie hɔ no, Yesu dii kan bisaa no sɛ: “Simon, wodwene ho sɛn? Hwannom na asaase so ahemfo gyegye toɔ firi wɔn hɔ? Wɔn mma hɔ anaa ahɔhoɔ hɔ?” 26 Berɛ a ɔkaa sɛ: “Ahɔhoɔ hɔ” no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ saa a, ɛnneɛ na ɛnsɛ sɛ mma no tua toɔ. 27 Nanso deɛ ɛbɛyɛ a yɛrento wɔn suntidua nti,+ kɔ na kɔto daawa wɔ ɛpo mu. Apataa a wobɛdi kan ayi no no, sɛ wobue n’anom a, wobɛhunu dwetɛ sika.* Yi ma wɔn, na fa tua me ne wo deɛ.”
18 Saa berɛ no, asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa sɛ: “Hwan paa na ɔyɛ kɛseɛ wɔ ɔsoro Ahennie no mu?”+ 2 Enti ɔfrɛɛ abɔfra kumaa bi, na ɔde no gyinaa wɔn mfimfini. 3 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ moansakra* anyɛ sɛ mmɔfra nkumaa+ a, morenkɔ ɔsoro Ahennie no mu da.+ 4 Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase te sɛ abɔfra kumaa yi no, ɔno na ɔyɛ kɛseɛ wɔ ɔsoro Ahennie no mu,+ 5 na obiara a ɔbɛgye abɔfra kumaa a ɔte sei me din mu no, na wagye me nso. 6 Nanso obiara a ɔbɛto nkumaa a wɔwɔ me mu gyidie yi mu baako suntidua no, anka ɛyɛ ma no mmom sɛ wɔde ɛboɔ kɛseɛ* a afunumu twe bɛsɛn ne kɔn mu, na wɔde no akɔto ɛpo mfimfini.+
7 “Wiase nnue ɛsiane suntidua nti! Nokorɛm no, sɛdeɛ ɛteɛ biara suntidua bɛba, nanso onipa a suntidua nam ne so ba no nnue! 8 Enti sɛ wo nsa anaa wo nan to wo suntidua a, twa firi hɔ na to twene.+ Ɛyɛ ma wo sɛ wobɛdi dɛm anaa wobɛyɛ apakye de akɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nsa mmienu ne nan mmienu na wɔbɛto wo ato daa egya mu.+ 9 Afei nso, sɛ w’ani to wo suntidua a, tu firi hɔ na to twene. Ɛyɛ sɛ wode ani baako bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔbɛto wo ato Gehenna*+ gya mu. 10 Monhwɛ na moammu nkumaa yi mu baako animtia, na mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn abɔfoɔ a wɔwɔ soro no hu m’Agya a ɔwɔ soro no anim daa.+ 11 *——
12 “Modwene ho sɛn? Sɛ obi wɔ nnwan 100 na emu baako yera a,+ ɔrennya 99 no wɔ bepɔ so nkɔhwehwɛ deɛ wayera no anaa?+ 13 Na sɛ ɔhu no a, nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, ɔdi ne ho ahurisie sene 99 a wɔnyeraeɛ no. 14 Saa ara nso na m’Agya* a ɔwɔ soro no ani nnye ho sɛ nkumaa yi mu baako mpo bɛyera.+
15 “Bio nso, sɛ wo nua yɛ wo bɔne a, kɔ ne nkyɛn na ma ɔnhunu ne mfomsoɔ,* wo ne ɔno nko ara ntam.+ Sɛ ɔtie wo a, woanya wo nua.+ 16 Na sɛ wantie a, fa nipa baako anaa nnipa mmienu ka wo ho, na ama asɛm biara agyina adansefoɔ mmienu anaa mmiɛnsa adanseɛ* so.+ 17 Sɛ wantie wɔn a, ka kyerɛ asafo no. Sɛ wantie asafo no nso a, ɛnneɛ bu no sɛ amanaman muni+ anaa obi a ɔgyegye toɔ.+
18 “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, biribiara a mobɛkyekyere wɔ asaase so no, ɛbɛyɛ deɛ wɔakyekyere wɔ soro dada, na biribiara a mobɛsane wɔ asaase so no, ɛbɛyɛ deɛ wɔasane wɔ soro dada. 19 Nokorɛm mereka akyerɛ mo bio sɛ, sɛ mo mu mmienu pene so wɔ asaase so sɛ wɔbɛbisa biribiara a ɛho hia a, m’Agya a ɔwɔ soro no bɛyɛ ama wɔn.+ 20 Na baabi a baanu anaa baasa ahyiam me din mu+ no, na mewɔ wɔn mfimfini.”
21 Ɛnna Petro bɛbisaa no sɛ: “Awurade, mprɛ sɛn na sɛ me nua yɛ me bɔne a, ɛsɛ sɛ mede kyɛ no? Ɛnkɔsi mprɛ nson anaa?” 22 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mereka akyerɛ wo sɛ, ɛnyɛ mprɛ nson, na mmom ɛnkɔsi mprɛ 77.+
23 “Ɛno nti, ɔsoro Ahennie te sɛ ɔhene bi a na ɔpɛ sɛ ɔne ne nkoa bu akonta. 24 Berɛ a ɔfirii aseɛ sɛ ɔne wɔn rebu akonta no, wɔde ɔbarima bi bae a ɔde no ka dwetikɛseɛ 10,000.* 25 Nanso ɛsiane sɛ ɔnni deɛ ɔde bɛtua ka no nti, ne wura no kaa sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne deɛ ɔwɔ nyinaa mfa ntua ka no.+ 26 Enti akoa no kotoo n’anim, na ɔsrɛɛ no sɛ, ‘Nya aboterɛ ma me, na mɛtua ne nyinaa ama wo.’ 27 Asɛm no yɛɛ akoa no wura no mmɔbɔ, na ɔgyaa no, na ɔde ɛka a ɔdeɛ no kyɛɛ no.+ 28 Ɛnna saa akoa no pueeɛ, na ɔkɔhuu ne yɔnko akoa bi a ɔno nso de no ka denare 100,* na ɔyeree no, na ɔfirii aseɛ miaa ne mene* kaa sɛ, ‘Tua ka a wodeɛ nyinaa.’ 29 Enti ne yɔnko akoa no kotoo n’anim, na ɔfirii aseɛ srɛɛ no sɛ, ‘Nya aboterɛ ma me, na mɛtua wo ka.’ 30 Nanso wampene, na mmom ɔmaa wɔde no kɔtoo afiase kɔsi sɛ ɔbɛtua ɛka a ɔdeɛ no. 31 Berɛ a ne mfɛfoɔ nkoa no huu deɛ asie no, wɔn werɛ hoo paa, na wɔkɔkaa deɛ asi no nyinaa kyerɛɛ wɔn wura no. 32 Ɛnna ne wura no frɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Akoa bɔne, berɛ a wosrɛɛ me no, mede ka no nyinaa kyɛɛ wo. 33 Ɛnsɛ sɛ anka wo nso wohu wo yɔnko akoa no mmɔbɔ sɛdeɛ mehuu wo mmɔbɔ no anaa?’+ 34 Ɛnna ne wura no bo fuiɛ, na ɔde no hyɛɛ wɔn a wɔhwɛ afiase hɔ no nsa, kɔsi sɛ ɔbɛtua ka biara a ɔdeɛ. 35 Saa ara na mo nso, sɛ moamfiri mo akomam amfa ankyɛ mo nuanom+ a, me soro Agya ne mo bɛdi.”+
19 Berɛ a Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ no, ɔfirii Galilea baa Yudea ahyeɛ so wɔ Yordan agya.+ 2 Na nnipadɔm kɛseɛ dii n’akyi, na ɔsaa wɔn yareɛ wɔ hɔ.
3 Ɛnna Farisifoɔ baa ne nkyɛn, na na wɔn adwene ne sɛ wɔrebɛsɔ no ahwɛ. Enti wɔbisaa sɛ: “Mmara ma kwan sɛ asɛm biara nti ɔbarima gyaa ne yere anaa?”+ 4 Ɔbuaa wɔn sɛ: “Monkenkanee sɛ onii a ɔbɔɔ wɔn no, ɔyɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbaa firii mfitiaseɛ?+ 5 Monkenkanee nso sɛ ɔkaa sɛ: ‘Wei nti na ɔbarima bɛgya ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn mmienu no ayɛ honam korɔ’?+ 6 Ɛno nti wɔnyɛ mmienu bio, na mmom wɔyɛ honam korɔ. Enti deɛ Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntete mu.”+ 7 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnneɛ adɛn nti na Mose kaa sɛ obi bɛtumi ama awaregyaeɛ krataa de agyaa ɔbaa no?”+ 8 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo akomaden nti na Mose maa mo kwan sɛ motumi gyaa mo yerenom,+ nanso ɛfiri mfitiaseɛ no, na ɛnte saa.+ 9 Mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɛnyɛ adwamammɔ* nti na obi gyaa ne yere, na ɔsan ware foforɔ a, wasɛe awareɛ.”+
10 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ saa na asɛm no teɛ wɔ ɔbarima ne ne yere ntam a, ɛnneɛ ɛnyɛ papa sɛ obi bɛware.” 11 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔtumi de asɛm yi yɛ adwuma, gye wɔn a wɔwɔ akyɛdeɛ no nko ara.+ 12 Nnipa bi wɔ hɔ a, wɔrentumi nware, ɛfiri sɛ saa ara na wɔwoo wɔn. Ebinom nso nware, ɛfiri sɛ nnipa na adi wɔn dɛm. Ebinom nso, ɔsoro Ahennie no nti na wɔnware. Obiara a ɔbɛtumi de asɛm yi ayɛ adwuma no, ma no mfa nyɛ adwuma.”+
13 Afei wɔde mmɔfra nkumaa brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so* na ɔmmɔ mpaeɛ mma wɔn, nanso asuafoɔ no kaa wɔn anim.+ 14 Ɛnna Yesu kaa sɛ: “Monnyaa mmɔfra nkumaa no mma wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan, ɛfiri sɛ wɔn a wɔte saa na ɔsoro Ahennie no yɛ wɔn dea.”+ 15 Na ɔde ne nsa guu wɔn so, na ɔfirii hɔ kɔe.
16 Na hwɛ! obi baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, papa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?”+ 17 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wobisa me deɛ ɛyɛ papa ho asɛm? Baako na ɔyɛ papa.+ Nanso sɛ wopɛ sɛ wonya nkwa a, kɔ so ara di mmara no so.”+ 18 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Emu deɛ ɛwɔ he?” Yesu kaa sɛ: “Nni awu,+ nsɛe awareɛ,+ mmɔ korɔno,+ nni adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ,*+ 19 di wo papa ne wo maame ni,+ na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”+ 20 Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Madi weinom nyinaa so; deɛn bio na aka me?” 21 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wowie pɛyɛ* a, kɔtɔn nneɛma a wowɔ, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro;+ na bra bɛdi m’akyi.”+ 22 Berɛ a aberanteɛ no tee asɛm no, ɔde awerɛhoɔ kɔe, ɛfiri sɛ na ɔwɔ agyapadeɛ bebree.+ 23 Na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, ɛbɛyɛ den ama sikani sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro Ahennie mu.+ 24 Mereka akyerɛ mo bio sɛ, ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ sikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu.”+
25 Berɛ a asuafoɔ no tee saa no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa pii. Enti wɔkaa sɛ: “Hwan paa na wɔbɛtumi agye no nkwa?”+ 26 Yesu hwɛɛ wɔn dinn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nnipa fam deɛ wei rentumi nyɛ yie, nanso Onyankopɔn fam deɛ, adeɛ nyinaa bɛtumi ayɛ yie.”+
27 Ɛnna Petro kaa sɛ: “Hwɛ! Yɛagya nneɛma nyinaa hɔ abɛdi w’akyi; enti deɛn na yɛbɛnya?”+ 28 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, berɛ a wɔayɛ nneɛma foforɔ a onipa Ba no te n’animuonyam ahennwa so no, mo a modi m’akyi yi bɛtena nhennwa 12 so abu Israel mmusuakuo 12 no atɛn.+ 29 Na obiara a me din nti, wagya adan anaa nua mmarima anaa nua mmaa anaa papa anaa maame anaa mma anaa nsaase no, ɔbɛnya no mmɔho pii, na wanya daa nkwa.+
30 “Nanso adikanfoɔ pii bɛka akyire, na wɔn a wɔaka akyire abɛdi kan.+
20 “Na ɔsoro Ahennie te sɛ efiewura bi a ɔpuee anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔbɔ nkurɔfoɔ paa ama wɔakɔ ne bobefuo* mu.+ 2 Ɔne adwumayɛfo no ka maa wɔpenee so sɛ ɔbɛma wɔn denare* baako da koro; ɛnna ɔde wɔn kɔɔ ne bobefuo no mu. 3 Bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so mmiɛnsa* nso, ɔpueeɛ, na ɔhuu sɛ ebinom gyinagyina dwa so a wɔnyɛ hwee. 4 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo nso monkɔ bobefuo no mu, na mɛma mo akatua a ɛfata.’ 5 Enti wɔkɔe. Na ɔsan puee bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so nsia* ne nkron* kɔyɛɛ saa ara. 6 Afei bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so 11* no, ɔpueeɛ, na ɔhuu sɛ ebinom gyinagyina hɔ. Na ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn nti na mogyinagyina ha da mu nyinaa a monyɛ hwee?’ 7 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Obiara mmɔɔ yɛn paa ntira.’ Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo nso monkɔ bobefuo no mu.’
8 “Ɛduruu anwummerɛ no, bobefuo wura no ka kyerɛɛ deɛ ɔhwɛ n’adwuma so no sɛ, ‘Frɛ adwumayɛfoɔ no na fa wɔn akatua ma wɔn.+ Hyɛ aseɛ firi deɛ ɔtwa toɔ no so kɔsi deɛ ɔdi kan no so.’ 9 Wɔn a wɔfaa wɔn dɔn a ɛtɔ so 11 no bae, na wɔn mu biara nyaa denare* baako. 10 Enti, berɛ a adwumayɛfoɔ a wɔdii kan faa wɔn no baeɛ no, na wɔsusu sɛ wɔbɛnya pii asene saa; nanso denare* baako akatua no ara na wɔn nso nyaeɛ. 11 Wɔn nsa kaeɛ no, wɔfirii aseɛ nwiinwii tiaa efiewura no, 12 na wɔkaa sɛ, ‘Weinom a wɔbaa akyire yi yɛɛ adwuma dɔnhwere baako pɛ; nanso yɛn a yɛyɛɛ adwumaden da mu nyinaa maa awia hyee yɛn no, woama yɛne wɔn anya pɛ!’ 13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn mu baako sɛ, ‘Damfo, menyɛɛ wo bɔne. Ɛnyɛ denare* baako na me ne wo kaa ho asɛm?+ 14 Gye wo deɛ na kɔ. Deɛ mede maa wo no, ɛno ara bi na mepɛ sɛ mede ma deɛ ɔtwa toɔ no. 15 Menni hokwan sɛ mede me ara me nneɛma yɛ deɛ mepɛ? Anaasɛ papa a mereyɛ* no yɛ wo ya?’*+ 16 Saa ara na wɔn a wɔaka akyi bɛdi kan, na adikanfoɔ aka akyi.”+
17 Afei berɛ a wɔnam kwan so reforo akɔ Yerusalem no, Yesu de asuafoɔ 12 no kɔɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 18 “Hwɛ! Yɛreforo akɔ Yerusalem, na wɔbɛyi onipa Ba no ama asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no, na wɔbɛbu no fɔ aku no.+ 19 Na wɔbɛyi no ama amanaman mufoɔ ama wɔadi ne ho agorɔ. Afei wɔbɛbɔ no mmaa, na wɔabɔ no asɛndua mu;+ na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔbɛnyane no.”+
20 Ɛnna Sebedeo+ mma no maame ne ne mma no baa ne nkyɛn, na ɔkotoo no srɛɛ no biribi.+ 21 Yesu bisaa no sɛ: “Deɛn na wopɛ?” Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka ma me mma mmienu yi mu baako ntena wo nifa, na baako nso ntena wo benkum wɔ w’Ahennie mu.”+ 22 Yesu buaa sɛ: “Monnim deɛ morebisa. Mobɛtumi anom kuruwa* a merebɛnom no?”+ Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛbɛtumi.” 23 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me kuruwa* no deɛ, mobɛnom,+ nanso me nifa ne me benkum so tena deɛ, ɛnyɛ me dea sɛ mede bɛma, na mmom ɛyɛ wɔn a m’Agya asiesie ama wɔn no dea.”+
24 Berɛ a edu a aka no teeɛ no, wɔn bo fuu anuanom mmienu no.+ 25 Ɛnna Yesu frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn kaa sɛ: “Monim sɛ amanaman no ahemfo di wɔn nkurɔfoɔ so sɛ awuranom, na atitire no de wɔn tumi hyɛ wɔn so.+ 26 Nanso mo deɛ, ɛnsɛ sɛ ɛba saa wɔ mo mu;+ mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛseɛ wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo somfoɔ,+ 27 na obiara a ɔpɛ sɛ ɔdi kan wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo akoa.+ 28 Saa ara na onipa Ba no yɛeɛ; wamma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee,+ na ɔde ne nkwa* ayɛ agyedeɛ de agye nnipa bebree.”+
29 Berɛ a wɔrefiri Yeriko no, nnipadɔm pii dii n’akyi. 30 Na hwɛ! anifirafoɔ mmienu bi a wɔtete kwankyɛn tee sɛ Yesu retwam, na wɔteateaam sɛ: “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!”+ 31 Ɛnna nnipadɔm no teateaa wɔn sɛ wɔnyɛ dinn; nanso afei koraa na wɔteateaam kɛse sɛ: “Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!” 32 Enti Yesu gyinae, na ɔfrɛɛ wɔn kaa sɛ: “Deɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?” 33 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ma yɛn ani mmue.” 34 Ɛyɛɛ Yesu mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa wɔn ani.+ Na ntɛm ara wɔhunuu adeɛ, na wɔdii n’akyi.
21 Berɛ a wɔbɛn Yerusalem na wɔduruu Betfage a ɛwɔ Ngodua Bepɔ* no so no, Yesu somaa asuafoɔ mmienu,+ 2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ akuraa a mo ani tua yi ase. Moduru hɔ ara pɛ, mobɛhunu afunumu bi a wɔamantam no ne ne ba. Monsane wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me. 3 Sɛ obi bisa mo ɛho asɛm a, monka sɛ, ‘Awurade hia wɔn.’ Na ntɛm ara ɔde wɔn bɛma mo.”
4 Nokorɛm no, wei sii na ama deɛ wɔnam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu. Ɔkaa sɛ: 5 “Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ: ‘Hwɛ! Wo hene reba wo nkyɛn.+ Ɔdwo,+ na ɔte afunumu so, aane, ɔte afunumu ba a ne maame soa nneɛma so.’”+
6 Enti asuafoɔ no kɔe, na wɔkɔyɛɛ deɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.+ 7 Wɔde afunumu no ne ne ba no bae, na wɔde wɔn ntaadeɛ ngugusoɔ guu wɔn so, na ɔtenaa so.+ 8 Nnipadɔm no mu dodoɔ no ara de wɔn ntaadeɛ ngugusoɔ sesɛɛ kwan no mu,+ na ebinom nso twitwaa nnua mman de guu kwan no mu. 9 Na nnipadɔm no, wɔn a wɔdi n’anim ne wɔn a wɔdi n’akyi nyinaa, kɔɔ so teateaam sɛ: “Yɛsrɛ wo, gye* Dawid Ba no!+ Nhyira ne deɛ ɔba wɔ Yehowa* din mu!+ Yɛsrɛ wo, gye no, wo a wowɔ ɔsorosoro nohoa!”+
10 Na berɛ a ɔduruu Yerusalem no, kuro no mu nyinaa yɛɛ gyegyeegye, na nkurɔfoɔ bisaa sɛ: “Hwan nie?” 11 Deɛ na nnipadɔm no reka ara ne sɛ: “Wei ne odiyifoɔ Yesu,+ deɛ ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galilea no!”
12 Na Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ kɔpamoo wɔn a wɔretɔn nneɛma ne wɔn a wɔretɔ nyinaa firii asɔrefie hɔ, na ɔkekaa wɔn a wɔsesa sika no apono ne wɔn a wɔtɔn mmuruburo no nkonnwa butubutui.+ 13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie,’+ nanso mo deɛ, mode ayɛ baabi a akorɔmfo-werɛmfoɔ tetɛ.”+ 14 Na anifirafoɔ ne mpakye nso baa ne nkyɛn wɔ asɔrefie hɔ, na ɔsaa wɔn yareɛ.
15 Berɛ a asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no huu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ ne mmarimaa a wɔreteateam wɔ asɔrefie hɔ sɛ, “Yɛsrɛ wo, gye Dawid Ba no!”+ wɔn bo fui+ 16 na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woate deɛ weinom reka yi?” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Aane. Monkenkanee da sɛ, ‘Mmɔfra ne nkɔkoaa anom na woama ayeyie afiri aba’?”+ 17 Na ɔgyaa wɔn hɔ firii kuro no mu kɔɔ Betania, na ɔdaa hɔ anadwo no.+
18 Anɔpatutuutu a ɔresan aba kuro no mu no, ɛkɔm dee no.+ 19 Na ɔhuu borɔdɔma dua bi wɔ kwankyɛn, na ɔkɔɔ ho, nanso wanhunu hwee wɔ so, gye ahaban nko ara.+ Na ɔka kyerɛɛ dua no sɛ: “Worenso aba bio da.”+ Na borɔdɔma dua no wuu amonom hɔ ara. 20 Berɛ a asuafoɔ no huu wei no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔbisaa sɛ: “Adɛn nti na borɔdɔma dua no wuu amonom hɔ ara?”+ 21 Yesu buaa wɔn sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ mowɔ gyidie na mo adwene anhinhim a, ɛnyɛ deɛ meyɛɛ borɔdɔma dua no nko ara na mobɛyɛ, na mmom sɛ moka kyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔhwe po mu’ mpo a, ɛbɛyɛ hɔ.+ 22 Na biribiara a mobɛbisa wɔ mpaebɔ mu no, sɛ mowɔ gyidie a, mo nsa bɛka.”+
23 Afei ɔkɔɔ asɔrefie hɔ, na berɛ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ baa ne nkyɛn bɛbisaa sɛ: “Tumi bɛn na wode yɛ weinom? Na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?”+ 24 Yesu buaa wɔn sɛ: “Me nso, mɛbisa mo asɛm baako. Sɛ moka kyerɛ me a, me nso mɛka tumi korɔ a mede yɛ weinom akyerɛ mo: 25 Ɛhe na Yohane nyaa tumi a ɔde bɔɔ asu no? Ɛfiri soro anaasɛ ɛfiri nnipa?” Na wɔfirii aseɛ susuu ho sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛfiri soro’ a, ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ, ‘Ɛnneɛ adɛn nti na moannye no anni?’+ 26 Na sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛfiri nnipa’ a, yɛsuro deɛ nnipadɔm no bɛyɛ, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifoɔ.” 27 Enti wɔbuaa Yesu sɛ: “Yɛnnim.” Ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ me nso, merenka tumi a mede yɛ weinom nkyerɛ mo.
28 “Modwene ho sɛn? Ná ɔbarima bi wɔ mma mmienu. Ɔkɔɔ deɛ ɔdi kan no nkyɛn kɔkaa sɛ, ‘Me ba, kɔ bobefuo* no mu kɔyɛ adwuma nnɛ.’ 29 Ɔbuaa sɛ, ‘Merenkɔ,’ nanso akyire yi, ɔnuu ne ho, na ɔkɔe. 30 Ɔkɔɔ deɛ ɔtɔ so mmienu no nkyɛn kɔkaa saa ara. Ɔyii no ano sɛ, ‘Agya, mɛkɔ,’ nanso wankɔ. 31 Wɔn mmienu no mu hwan na ɔyɛɛ deɛ ne papa pɛ?” Wɔkaa sɛ: “Deɛ ɔdi kan no.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn a wɔgyegye toɔ ne tuutuufoɔ redi mo anim akɔ Onyankopɔn Ahennie mu. 32 Ɛfiri sɛ Yohane ba bɛkyerɛɛ mo tenenee kwan, nso moannye no anni. Nanso wɔn a wɔgyegye toɔ ne tuutuufoɔ no gyee no dii.+ Na berɛ a mohuu wei mpo no, moannu mo ho annye no anni.
33 “Montie mfatoho foforɔ: Ná ɔbarima bi wɔ hɔ, efiewura bi, na ɔyɛɛ bobefuo+ gyee ho ban, na ɔtuu amena a wɔkyĩ nsã* wom wɔ afuo no mu, na ɔtoo abantenten.+ Afei ɔde gyaa akuafoɔ bi, na ɔtuu kwan.+ 34 Berɛ a ɛsoo aba no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ wɔnkɔgye ne deɛ mmra. 35 Nanso akuafoɔ no faa ne nkoa no, na wɔboo wɔn mu baako, kum baako, na wɔsii baako aboɔ.+ 36 Ɔsan somaa nkoa foforɔ a wɔdɔɔso sene kane deɛ no, nanso wɔyɛɛ wɔn saa ara.+ 37 Awieeɛ koraa, ɔsomaa ne ba kɔɔ wɔn nkyɛn, na ɔkaa sɛ, ‘Wɔbɛfɛre me ba no.’ 38 Berɛ a akuafoɔ no huu ne ba no, wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ, ‘Wei na ɔbɛdi adeɛ no.+ Mommra mma yɛnku no, na yɛmfa n’agyapadeɛ!’ 39 Ɛnna wɔkyee no, na wɔtwee no firii bobefuo no mu kɔkum no.+ 40 Enti sɛ bobefuo no wura no ba a, deɛn na ɔbɛyɛ saa akuafoɔ no?” 41 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛsiane sɛ wɔyɛ nnipabɔnefoɔ nti, ɔbɛsɛe wɔn pasaa na wagye bobefuo no ama akuafoɔ foforɔ a sɛ ɛso aba a wɔde bɛma no.”
42 Yesu bisaa wɔn sɛ: “Monkenkan wei wɔ Twerɛnsɛm no mu da sɛ, ‘Ɛboɔ a adansifoɔ poeɛ no, ɛno na abɛyɛ ntwea so boɔ titire?’*+ Na monkenkanee sɛ, ‘Yehowa* hɔ na wei firi, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so?’+ 43 Wei nti mereka akyerɛ mo sɛ, wɔbɛgye Onyankopɔn Ahennie no afiri mo nsam, na wɔde ama ɔman a ɛbɛso aba. 44 Afei nso, obiara a ɔbɛhwe boɔ yi so no, ɔbɛbubu pasapasa.+ Na obiara a ɛbɛhwe ne so deɛ, ɛbɛyam no.”+
45 Berɛ a asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no tee ne mfatoho no, wɔhuu sɛ ɔreka wɔn ho asɛm.+ 46 Ɛwom sɛ na wɔpɛ sɛ wɔkye no deɛ, nanso na wɔsuro nnipadɔm no, ɛfiri sɛ na wɔbu no sɛ odiyifoɔ.+
22 Yesu de mfatoho kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: 2 “Ɔsoro Ahennie te sɛ ɔhene bi a ɔtoo pono maa ne babarima a ɔrehyia ayeforɔ.+ 3 Na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔfrɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no mmra ayeforɔhyia apontoɔ no ase, nanso na wɔmpɛ sɛ wɔba.+ 4 Ɔsan somaa nkoa foforɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monka nkyerɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no sɛ: “Hwɛ! Masiesie m’aduane, makum m’anantwie ne me nyɛmmoa a wɔadɔre sradeɛ, na mawie biribiara. Mommra ayeforɔhyia apontoɔ no ase.”’ 5 Nanso wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no ammua, na obiara kɔɔ ne baabi; baako kɔɔ n’afuo mu, ɔfoforɔ kɔdii ne dwa,+ 6 na wɔn a wɔaka no kyee nkoa no dwoodwoo wɔn, na wɔkunkum wɔn.
7 “Na ɔhene no bo fui, na ɔsomaa n’asraafoɔ maa wɔkɔkunkum awudifoɔ no, na wɔhyee wɔn kuro.+ 8 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, ‘Ayeforɔhyia apontoɔ no aduru so, nanso wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no mfata.+ 9 Enti monkɔ kuro no akwantempɔn so, na obiara a mobɛhu no no, monto nsa mfrɛ no mmra ayeforɔhyia apontoɔ no ase.’+ 10 Ɛnna nkoa no kɔɔ akwantempɔn no so, na wɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔhuu wɔn, abɔnefoɔ ne apapafoɔ nyinaa. Na nnipa a na wɔredidi* no yɛɛ ayeforɔhyia dan no mã.
11 “Berɛ a ɔhene no bɛhwɛɛ ahɔhoɔ no, ɔhuu obi wɔ hɔ a ɔnhyɛ ataadeɛ a wɔde kɔ ayeforɔ. 12 Enti ɔbisaa no sɛ, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wobaa ha a wonhyɛ ataadeɛ a yɛde kɔ ayeforɔ yi?’ Afei na ɔntumi nkasa. 13 Ɛnna ɔhene no ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa, na monto no ntwene sum mu wɔ abɔnten. Ɛhɔ na ɔbɛsu na waka ne se asi so dendeenden.’*
14 “Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso wɔn a wɔayi wɔn no yɛ kakraa bi.”
15 Afei Farisifoɔ no kɔbɔɔ pɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛka asɛm bi ama wɔanya no.+ 16 Enti wɔsomaa wɔn asuafoɔ ne Herode akyidifoɔ+ kɔɔ ne nkyɛn kɔkaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woka nokorɛ na deɛ wokyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn ho no yɛ nokorɛ; wonhwehwɛ obiara anim animuonyam, ɛfiri sɛ wonhwɛ nnipa anim. 17 Enti ka kyerɛ yɛn, wodwene ho sɛn? Mmara ma kwan* sɛ wɔtua toɔ ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?”* 18 Nanso ɛsiane sɛ na Yesu ahunu wɔn adwemmɔne no nti, ɔkaa sɛ: “Nyaatwomfoɔ, adɛn nti na moresɔ me ahwɛ? 19 Momfa toɔ sika no bi mmɛkyerɛ me.” Na wɔde denare* brɛɛ no. 20 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Hwan mfoni ne ne ntwerɛeɛ nie?” 21 Wɔkaa sɛ: “Kaesare dea.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ montua Kaesare deɛ mma Kaesare, na montua Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”+ 22 Berɛ a wɔtee saa no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔgyaa no hɔ kɔe.
23 Saa da no, Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ+ no baa ne nkyɛn, na wɔbisaa no sɛ:+ 24 “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose kaa sɛ: ‘Sɛ ɔbarima bi wu na sɛ ɔnni mma a, ɛsɛ sɛ ne nuabarima ware ne yere no, na ɔne no wo ma ne nua no.’+ 25 Ná yɛne anuanom nson* na ɛwɔ ha; deɛ ɔdi kan no waree na ɔwui, na ɛsiane sɛ na ɔnni ba nti, ɔgyaa ne yere no maa ne nua. 26 Asɛm korɔ no ara na ɛtoo deɛ ɔtɔ so mmienu ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no, kɔsii deɛ ɔtɔ so nson no so. 27 Awieeɛ koraa no, ɔbaa no wuiɛ. 28 Enti owusɔreɛ mu no, nnipa nson no mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa waree no bi.”
29 Yesu buaa wɔn sɛ: “Moredi mfomsoɔ, ɛfiri sɛ monnim Twerɛnsɛm no anaa Onyankopɔn tumi;+ 30 owusɔreɛ mu no, mmarima renware, na wɔremfa mmaa nso mma awareɛ, na mmom wɔbɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ soro.+ 31 Ɛdefa owusɔreɛ ho no, monkenkanee deɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo no? Ɔkaa sɛ: 32 ‘Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’+ Ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ateasefoɔ deɛ.”+ 33 Berɛ a nnipadɔm no tee saa no, ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn nwanwa.+
34 Berɛ a Farisifoɔ no tee sɛ wama Sadukifoɔ no aka wɔn ano atom no, wɔboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn. 35 Na wɔn mu baako a ɔnim Mmara no yie bisaa no asɛm de sɔɔ no hwɛe. Ɔbisaa no sɛ: 36 “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mmara no mu ahyɛdeɛ bɛn na ɛho hia paa?”+ 37 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “‘Fa w’akoma nyinaa ne wo kra* nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa* wo Nyankopɔn.’+ 38 Wei ne ahyɛdeɛ a ɛho hia paa, ne deɛ ɛdi kan. 39 Deɛ ɛtɔ so mmienu a ɛte sɛ ɛno ne sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’+ 40 Mmara no nyinaa ne Adiyifoɔ no gyina ahyɛdeɛ mmienu yi so.”+
41 Berɛ a na Farisifoɔ no aboa wɔn ho ano no, Yesu bisaa wɔn sɛ:+ 42 “Modwene Kristo no ho sɛn? Hwan ba ne no?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dawid.”+ 43 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɛnneɛ adɛn nti na honhom no maa Dawid+ frɛɛ no Owura? Dawid kaa sɛ, 44 ‘Yehowa* ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛgu wo nan ase.”’+ 45 Enti sɛ Dawid frɛɛ no Owura a, ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?”+ 46 Na obiara antumi anyi no ano, na ɛfiri saa da no, obiara antumi ammisa no hwee bio.
23 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no ne n’asuafoɔ no sɛ: 2 “Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no ka sɛ wɔte Mose adwa so. 3 Enti deɛ wɔka kyerɛ mo nyinaa, monni so na monyɛ. Na wɔn nnwuma deɛ, monnyɛ, ɛfiri sɛ deɛ wɔka no, wɔmfa nyɛ adwuma.+ 4 Wɔkyekyere nnesoa a emu yɛ duru de to nnipa mmati,+ nanso wɔn deɛ, wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsateaa mpo ka.+ 5 Nnwuma a wɔyɛ nyinaa, wɔyɛ no sɛdeɛ nnipa bɛhunu;+ twerɛnsɛm kotokuo* a wɔde bɔ wɔn ho ban no,+ wɔyɛ no atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntaadeɛ ano+ atenten. 6 Wɔpɛ mpanimfoɔ tenabea wɔ apontoɔ* ase ne nkonnwa a ɛwɔ animu* wɔ hyiadan mu.+ 7 Wɔpɛ dwa so nkyea, na wɔpɛ sɛ nkurɔfoɔ frɛ wɔn Rabi.* 8 Nanso mo deɛ, ɛnsɛ sɛ wɔfrɛ mo Rabi, ɛfiri sɛ ɔbaako ne mo Kyerɛkyerɛfoɔ,+ na mo nyinaa moyɛ anuanom. 9 Bio nso, mommfrɛ obiara mo agya asaase so, ɛfiri sɛ ɔbaako ne mo Agya,+ Ɔsorosoroni no. 10 Afei nso, ɛnsɛ sɛ wɔfrɛ mo akannifoɔ, ɛfiri sɛ mo Kannifoɔ yɛ baako, ɔne Kristo no. 11 Mmom no, ɛsɛ sɛ deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no yɛ mo somfoɔ.+ 12 Obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase,+ na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma ne so.+
13 “Monnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nyaatwomfoɔ! moatoto ɔsoro Ahennie no apono mu. Mo a, monkɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu nso a, momma wɔn kwan.+ 14 *——
15 “Monnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nyaatwomfoɔ!+ ɛfiri sɛ motwa kwan fa ɛpo ne asaase so kɔsakra onipa baako, na ɔnya sakra a, moma no bɛyɛ obi a ɔfata sɛ ɔkɔ Gehenna,* na moma ne bɔne bɛyɛ te sɛ mo deɛ mmɔho mmienu.
16 “Monnue, akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ+ a moka sɛ, ‘Sɛ obi ka asɔrefie no ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ obi ka asɔrefie hɔ sika kɔkɔɔ no ntam deɛ a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ ɔdi ntam a waka no so.’+ 17 Nkwaseafoɔ ne anifirafoɔ! Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ kɛseɛ, sika kɔkɔɔ no, anaa asɔrefie a ama sika kɔkɔɔ no ho ate no? 18 Afei nso, ‘Sɛ obi ka afɔrebukyia no ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ obi ka akyɛdeɛ a ɛda so no ntam deɛ a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ ɔdi ntam a waka no so.’ 19 Anifirafoɔ! Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ kɛseɛ, akyɛdeɛ no, anaa afɔrebukyia a ɛma akyɛdeɛ no ho te no? 20 Enti obiara a ɔka afɔrebukyia no ntam no, ɔka ɛno ne nneɛma a ɛgu so nyinaa ntam; 21 na deɛ ɔka asɔrefie no ntam no, ɔka ɛno ne Deɛ ɔte mu no ntam;+ 22 na deɛ ɔka ɔsoro ntam no, ɔka Onyankopɔn ahennwa ne Deɛ ɔte so no ntam.
23 “Monnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nyaatwomfoɔ! ɛfiri sɛ moyi nunum ne wisa ne nketenkete* so ntotosoɔ du du,+ na Mmara no mu nsɛm a ɛhia paa* a ɛne atɛntenenee+ ne mmɔborɔhunu+ ne nokorɛdie no deɛ, momfa nyɛ hwee. Ɛhia sɛ moyi ntotosoɔ du du no, nanso ɛnsɛ sɛ mobu mo ani gu nneɛma a ɛhia paa no so.+ 24 Akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ!+ Morenom biribi a, mosɔne so yi emu ntontom,+ nanso momene yoma+ a ɛda mu.
25 “Monnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nyaatwomfoɔ! ɛfiri sɛ mohohoro kuruwa ne ayowa ho,+ nanso emu deɛ, adufudepɛ*+ ne akɔnnɔ ntrasoɔ ayɛ no ma.+ 26 Farisini nifirani! Di kan hohoro kuruwa ne ayowa no mu na ama ɛho nso afi.
27 “Monnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nyaatwomfoɔ!+ ɛfiri sɛ mote sɛ adamena a wɔaka ho fitaa.+ Wohwɛ ho a, ɛyɛ fɛ, nanso emu deɛ, awufoɔ nnompe ne afideɛ nyinaa bi ayɛ no ma. 28 Saa ara na mo nso, nnipa ani so deɛ, mote sɛ ateneneefoɔ, nanso nyaatwom ne nneɛma bɔne* ayɛ mo ma.+
29 “Monnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nyaatwomfoɔ!+ ɛfiri sɛ mosiesie adiyifoɔ adamena* na mode nneɛma siesie ateneneefo nna so,+ 30 na moka sɛ, ‘Sɛ yɛwɔ yɛn agyanom berɛ so a, anka yɛne wɔn remmom nhwie adiyifoɔ no mogya ngu.’ 31 Wei na mode di adanseɛ tia mo ho sɛ moyɛ wɔn a wɔkum adiyifoɔ no mma.+ 32 Enti deɛ mo agyanom hyɛɛ aseɛ no, monwie.*
33 “Awɔ, nhuritia* mma,+ mobɛyɛ dɛn adwane Gehenna*+ atemmuo? 34 Wei nti, meresoma adiyifoɔ+ ne anyansafoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ+ aba mo nkyɛn. Mobɛkum wɔn mu binom+ abɔ wɔn asɛndua mu, na mobɛtwa ebinom mmaa+ wɔ mo hyia adan mu, na mobɛtan wɔn ani+ afiri kuro so akɔ kuro so; 35 saa na ɛbɛma ateneneefoɔ mogya a wɔahwie agu asaase so nyinaa aba mo so, ɛfiri ɔteneneeni Habel+ mogya so kɔsi Barakia ba Sakaria mogya so, deɛ mokum no kronkronbea ne afɔrebukyia no ntam no.+ 36 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, nneɛma yi nyinaa bɛba awoɔ ntoatoasoɔ yi so.
37 “Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosii wɔn a wɔsomaa wɔn baa wo nkyɛn no aboɔ!+ Mayɛ biara sɛ mɛboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase no! Nanso moampɛ.+ 38 Hwɛ! Wɔagya mo fie ama mo.*+ 39 Na mereka akyerɛ mo sɛ, ɛfiri saa berɛ yi rekɔ no, morenhu me bio kɔsi sɛ mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne deɛ ɔba wɔ Yehowa* din mu!’”+
24 Berɛ a Yesu firii asɔrefie hɔ a ɔrekɔ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛkyerɛɛ no adan a ɛwɔ asɔrefie hɔ no. 2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moahu weinom nyinaa? Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ adeɛ a wɔbɛgya ɛboɔ a ɛda boɔ so wɔ ha; wɔbɛdwiri ne nyinaa agu fam.”+
3 Berɛ a ɔte Ngodua Bepɔ* so no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn kokoam bɛkaa sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, berɛ bɛn na weinom bɛba mu, na deɛn na ɛbɛyɛ wo mmaeɛ*+ ho sɛnkyerɛnne, na sɛ wiase yi* awieeɛ berɛ no duru a, ɛdeɛn na ɛbɛyɛ ho sɛnkyerɛnne?”+
4 Ɛnna Yesu buaa wɔn sɛ: “Monhwɛ yie na obiara annaadaa mo,+ 5 ɛfiri sɛ nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, ‘Mene Kristo no,’ na wɔbɛdaadaa nnipa bebree.+ 6 Mobɛte ɛko, ne ɛko ho nsɛm.* Monhwɛ na moammɔ hu, ɛfiri sɛ ɛsɛ sɛ weinom sisi, nanso na awieeɛ no nnya nnurui.+
7 “Na ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahennie asɔre atia ahennie,+ na ɛkɔm+ ne asaasewosoɔ bɛba mmeammea.+ 8 Weinom nyinaa yɛ awoɔ mu yea* mfitiaseɛ.
9 “Na nkurɔfoɔ bɛteetee mo*+ na wɔaku mo,+ na me din nti aman nyinaa bɛtan mo.+ 10 Afei nso, nnipa bebree gyidie bɛsa,* na wɔbɛyiyi wɔn ho ama, na wɔatentan wɔn ho. 11 Atorɔ adiyifoɔ bebree bɛsɔre, na wɔbɛdaadaa nnipa pii;+ 12 na amumuyɛ* a ɛbɛdɔɔso nti, nnipa dodoɔ no ara dɔ ano bɛdwo. 13 Na deɛ ɔbɛmia n’ani agyina mu akɔsi awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.+ 14 Na wɔbɛka Ahennie no ho asɛmpa yi wɔ asaase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanseɛ;+ ɛno ansa na awieeɛ no bɛba.
15 “Enti sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man a odiyifoɔ Daniel kaa ho asɛm no sɛ ɛgyina kronkronbea hɔ a+ (ma deɛ ɔkenkan no mfa nhunumu nyɛ adwuma), 16 ɛnneɛ momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfiri aseɛ nnwane nkɔ mmepɔ so.+ 17 Mma deɛ ɔwɔ ɛdan atifi no nnsi fam mmmɛfa ne nneɛma wɔ ne fie, 18 na mma deɛ ɔwɔ afuo mu no nnsan mmma sɛ ɔrebɛfa n’ataadeɛ ngugusoɔ. 19 Saa nna no mu no, mmaa a wɔanyinsɛn ne wɔn a wɔma nufoɔ nnue! 20 Monkɔ so mmɔ mpaeɛ na berɛ a mode bɛdwane no ansi awɔ berɛ mu anaa Homeda, 21 ɛfiri sɛ ahohiahia kɛseɛ+ a ɛfiri wiase mfitiaseɛ bɛsi nnɛ, ebi mmaa da, na ebi nso remma bio bɛba.+ 22 Nokorɛm no, sɛ wɔantwa nna no so a, ɔhonam biara nni hɔ a wɔbɛgye no nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti, wɔbɛtwa nna no so.+
23 “Na sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Hwɛ! Kristo no wɔ ha,’+ anaa ‘Ɛhɔ!’ a, monnnye nnni.+ 24 Na atorɔ Kristo ne atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre,+ na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne akɛseɛ ne anwanwadeɛ de adaadaa nkurɔfoɔ,+ na sɛ ɛbɛyɛ yie a, wɔadaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo. 25 Hwɛ! madi kan abɔ mo kɔkɔ. 26 Enti sɛ nkurɔfoɔ ka kyerɛ mo sɛ, ‘Hwɛ! Ɔwɔ serɛ so’ a, monnkɔ; wɔka sɛ, ‘Hwɛ! Ɔwɔ dan mu’ a, monnnye nnni.+ 27 Na sɛdeɛ anyinam pae firi apueeɛ na ɛhyerɛn kɔ atɔeɛ no, saa ara na onipa Ba no mmaeɛ* bɛyɛ.+ 28 Baabiara a efunu wɔ no, ɛhɔ na akɔdeɛ bɛboaboa wɔn ho ano.+
29 “Ahohiahia a ɛbɛba saa nna no mu akyi pɛɛ no, awia bɛduru sum,+ na bosome renhyerɛn, na nsoromma bɛfiri soro ahwehwe fam, na wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden.+ 30 Na onipa Ba no ho sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asaase so mmusuakuo nyinaa bɛdi awerɛhoɔ,+ na wɔbɛhunu sɛ onipa Ba+ no nam ɔsoro mununkum mu de tumi ne animuonyam kɛseɛ reba.+ 31 Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama wɔde totorobɛnto nnyegyeeɛ kɛseɛ aba, na wɔbɛboaboa wɔn a wayi wɔn no ano afiri mframa nnan no mu, afiri ɔsoro ano akɔsi ano nohoa.+
32 “Afei monsua biribi mfiri borɔdɔma dua ho mfatoho yi mu: Sɛ ɛnya fefɛ na ɛyiyi nhaban ara pɛ a, na monim sɛ ahuhuro berɛ abɛn.+ 33 Saa ara na mo nso, sɛ mohunu weinom nyinaa a, monhunu sɛ wabɛn, na waduru pono ano.+ 34 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, saa awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam da kɔsi sɛ weinom nyinaa bɛba mu. 35 Ɔsoro ne asaase bɛtwam, nanso me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.+
36 “Ɛdefa saa da no ne dɔn no ho deɛ, obiara nnim,+ ɔsoro abɔfoɔ ne Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko ara.+ 37 Na sɛdeɛ na Noa nna no teɛ no,+ saa ara na onipa Ba no mmaeɛ* bɛyɛ.+ 38 Nna a ɛdii Nsuyire no anim no, wɔdidii na wɔnomee, mmarima warewaree, na wɔde mmaa memaa awareɛ kɔsii da a Noa kɔɔ adaka no mu,+ 39 na wɔanhunu kɔsii sɛ Nsuyire no ba bɛpraa wɔn nyinaa kɔeɛ.+ Saa ara na onipa Ba no mmaeɛ nso bɛyɛ. 40 Ɛnna mmarima mmienu bɛkɔ afuo mu; wɔbɛfa baako akɔ na wɔagya baako. 41 Mmaa mmienu bɛyam adeɛ wɔ ɛboɔ* so; wɔbɛfa baako akɔ na wɔagya baako.+ 42 Enti monkɔ so nwɛn, ɛfiri sɛ monnim da ko a mo Wura bɛba.+
43 “Na monhunu wei: Sɛ efiewura nim berɛ korɔ a ɔkorɔmfoɔ bɛba anadwo a,+ anka ɔwɛnee na wannya kwan ammɛbu ne fie amma mu.+ 44 Wei nti, mo nso monyɛ krado,*+ ɛfiri sɛ berɛ* a monhwɛ kwan na onipa Ba no bɛba.
45 “Hwan koraa ne akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma* a ne wura de no asi n’asomfoɔ so sɛ ɔmma wɔn aduane berɛ a ɛsɛ mu no?+ 46 Anigyeɛ ne akoa a ne wura bɛba abɛhu no sɛ ɔreyɛ saa!+ 47 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, ɔde no bɛsi deɛ ɔwɔ nyinaa so.
48 “Nanso sɛ saa akoa bɔne no ka no n’akomam sɛ, ‘Me wura akyɛ,’+ 49 na sɛ ɔfiri aseɛ hwe ne mfɛfoɔ nkoa no, na ɔne akɔwensafoɔ didi nom nsã a, 50 saa akoa no wura bɛba ɛda a ɔnhwɛ kwan ne berɛ* a ɔnnim,+ 51 na ɔbɛtwe n’aso dendeenden, na ɔde no aka nyaatwomfoɔ ho. Ɛhɔ na ɔbɛsu na waka ne se asi so dendeenden.*+
25 “Ɔsoro Ahennie te sɛ mmaabunu du a wɔfaa wɔn nkanea+ puee sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu.+ 2 Ná wɔn mu nnum yɛ nkwaseafoɔ, na nnum yɛ mmadwemma.*+ 3 Nkwaseafoɔ no faa wɔn nkanea, nanso wɔamfa ngo anka ho. 4 Mmadwemma no deɛ, wɔfaa ngo guu ntoa mu kaa wɔn nkanea no ho. 5 Berɛ a ayeforɔkunu no rekyɛ no, wɔn nyinaa ani kumii, na wɔfaa mu dae. 6 Dasuom na wɔtee nteamu bi sɛ: ‘Ayeforɔkunu no nie oo! Mompue nkɔhyia no.’ 7 Ɛnna mmaabunu no nyinaa sɔreeɛ, na wɔhwɛɛ wɔn nkanea no hwɛɛ sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ anaa.+ 8 Na nkwaseafoɔ no ka kyerɛɛ mmadwemma no sɛ, ‘Momma yɛn mo ngo no bi, ɛfiri sɛ yɛn nkanea no reyɛ adum.’ 9 Mmadwemma no buaa sɛ: ‘Ebia na ansõ yɛne mo. Enti monkɔ wɔn a wɔtɔn no nkyɛn nkɔtɔ bi.’ 10 Berɛ a wɔrekɔ akɔtɔ bi no, ayeforɔkunu no bae. Na mmaabunu a wɔayɛ krado no ne no kɔɔ ayeforɔhyia apontoɔ no ase,+ na wɔtoo pono no mu. 11 Ɛno akyi no, mmaabunu a aka no nso bae, na wɔkaa sɛ, ‘Owura, Owura, bue yɛn!’+ 12 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, mennim mo.’
13 “Enti monkɔ so nwɛn,+ ɛfiri sɛ monnim da anaa berɛ* no.+
14 “Afei nso, ɔsoro Ahennie te sɛ onipa bi a ɔrebɛtu kwan a ɔfrɛɛ ne nkoa de n’ahodeɛ hyɛɛ wɔn nsa.+ 15 Ɔmaa baako dwetikɛseɛ* nnum, ɔmaa baako mmienu, na ɔmaa ɔfoforɔ nso baako, sɛdeɛ wɔn mu biara ahoɔden teɛ, na ɔtuu kwan. 16 Ntɛm ara na deɛ ɔnyaa dwetikɛseɛ nnum no de kɔyɛɛ adwuma, na ɔnyaa nnum kaa ho. 17 Saa ara na deɛ ɔnyaa mmienu no san nyaa mmienu kaa ho. 18 Na deɛ ɔnyaa baako no deɛ, ɔkɔtutuu fam de ne wura sika* no siee hɔ.
19 “Berɛ tenteenten akyi no, nkoa no wura bae, na ɔne wɔn buu akonta.+ 20 Enti deɛ ɔnyaa dwetikɛseɛ nnum no de dwetikɛseɛ nnum kaa ho baa sɛ, ‘Me wura, womaa me dwetikɛseɛ nnum; hwɛ, manya dwetikɛseɛ nnum aka ho.’+ 21 Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mo, akoa pa nokwafoɔ! Woadi nneɛma kakra mu nokorɛ. Mɛma woahwɛ nneɛma pii so.+ Nya wo wura anigyeɛ no bi.’+ 22 Na deɛ ɔnyaa dwetikɛseɛ mmienu no bɛkaa sɛ, ‘Me wura, womaa me dwetikɛseɛ mmienu; hwɛ, manya dwetikɛseɛ mmienu aka ho.’+ 23 Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mo, akoa pa nokwafoɔ! Woadi nneɛma kakra mu nokorɛ. Mɛma woahwɛ nneɛma pii so. Nya wo wura anigyeɛ no bi.’
24 “Awieeɛ koraa no, akoa a ɔnyaa dwetikɛseɛ baako no bae, na ɔbɛkaa sɛ: ‘Me wura, menim sɛ woyɛ obi a w’asɛm yɛ den; baabi a wonnuaa hwee no, ɛhɔ na wotwa nnɔbaeɛ, na baabi a wonhuu biribiara so no, ɛhɔ na woboaboa ano.+ 25 Enti mesuroe, na mede wo dwetikɛseɛ no siee fam. W’adeɛ nie, gye.’ 26 Ɛnna ne wura no buaa no sɛ: ‘Akoa bɔne; onihafoɔ. Sɛ́ wonim sɛ baabi a mennuaa hwee no, ɛhɔ na metwa nnɔbaeɛ, na baabi a menhuu biribiara so no, ɛhɔ na meboaboa ano? 27 Enti anka ɛsɛ sɛ wode me sika* no kɔto sikakorabea, na meba a, manya me sika ne ɛho nsiho.
28 “‘Enti monnye dwetikɛseɛ no mfiri ne nsam, na momfa mma deɛ ɔwɔ dwetikɛseɛ du no.+ 29 Na obiara a ɔwɔ bi no, wɔbɛma no bi aka ho ama aboro no so. Na deɛ ɔnni bi no, deɛ ɔwɔ mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.+ 30 Mompamo akoa a mfasoɔ nni ne so no nkɔ abɔnten sum no mu. Ɛhɔ na ɔbɛsu na waka ne se asi so dendeenden.’*
31 “Onipa Ba no+ bɛba n’animuonyam mu a abɔfoɔ nyinaa ka ne ho,+ na ɔbɛtena n’animuonyam ahennwa so. 32 Wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim, na ɔbɛpaapae nnipa no mu mmaako mmaako, sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ paapae nnwan ne mpɔnkye mu no. 33 Na ɔde nnwan no+ bɛgyina ne nsa nifa so, na ɔde mpɔnkye no agyina ne benkum so.+
34 “Afei Ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ ne nifa so no sɛ: ‘Mommra, mo a m’Agya ahyira mo, momfa Ahennie a wɔasiesie ama mo firi berɛ a wɔhyɛɛ wiase ase* no nni. 35 Ɛfiri sɛ ɛkɔm dee me, na momaa me biribi dii; sukɔm dee me, na momaa me biribi nomee. Meyɛɛ hɔhoɔ, na mogyee me fɛ so;+ 36 medaa adagya,* na momaa me biribi kataa me ho.+ Meyaree, na mohwɛɛ me. Medaa afiase, na mobɛsraa me.’+ 37 Ɛnna ateneneefoɔ no bɛbua no sɛ: ‘Awurade, da bɛn na yɛhuu wo sɛ ɛkɔm de wo na yɛmaa wo aduane diiɛ, anaasɛ sukɔm de wo na yɛmaa wo biribi nomeeɛ?+ 38 Da bɛn na yɛhuu sɛ woyɛ hɔhoɔ, a yɛgyee wo fɛ so, anaasɛ woda adagya a yɛmaa wo biribi kataa wo ho? 39 Da bɛn na yɛhuu sɛ woyare anaasɛ woda afiase a yɛbɛsraa wo?’ 40 Na Ɔhene no bɛbua wɔn sɛ, ‘Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, ɛsiane sɛ moyɛ maa me nuanom nkumaa yi mu baako nti, moayɛ ama me.’+
41 “Afei ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ ne benkum so no sɛ: ‘Mo a wɔadome mo, momfiri me so nkɔ+ daa egya+ a wɔasiesie ama Ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu.+ 42 Berɛ a ɛkɔm dee me no, moamma me hwee anni; na sukɔm dee me no, moamma me hwee annom. 43 Meyɛɛ hɔhoɔ, nanso moannye me fɛ so; medaa adagya, nanso moamma me biribi ankata me ho; meyaree, na medaa afiase, nanso moammɛhwɛ me.’ 44 Na wɔn nso bɛbua sɛ: ‘Awurade, da bɛn na yɛhuu sɛ ɛkɔm anaa sukɔm de wo, anaasɛ woyɛ hɔhoɔ anaa woda adagya, anaa woyare anaa woda afiase a yɛammɛsom wo?’ 45 Ɛnna ɔbɛbua wɔn sɛ: ‘Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, ɛsiane sɛ moanyɛ amma nkumaa yi mu baako nti, moanyɛ amma me.’+ 46 Na weinom bɛfiri hɔ akɔ daa ɔsɛeɛ* mu,+ na wɔn a wɔtene no bɛkɔ daa nkwa mu.”+
26 Berɛ a Yesu kaa nsɛm yi nyinaa wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: 2 “Sɛdeɛ monim no, aka nnanu ama Twam no aduru,+ na wɔbɛyi onipa Ba no ama na wɔabɔ no asɛndua mu.”+
3 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ boaboaa wɔn ho ano wɔ ɔsɔfo panin a wɔfrɛ no Kaiafa+ no adihɔ. 4 Na wɔbɔɔ pɔ+ sɛ wɔbɛfa nyansakwan bi so akye Yesu, na wɔaku no. 5 Nanso wɔkaa sɛ: “Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ afahyɛ no ase, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔmanfoɔ no renyɛ basabasa.”
6 Berɛ a na Yesu wɔ Simon kwatani no fie wɔ Betania no,+ 7 ɔbaa bi a ɔkura alabasta toa baa ne nkyɛn. Ná ngo hwamhwam a ne boɔ yɛ den wɔ toa no mu. Na berɛ a Yesu redidi* no, ɔbaa no firii aseɛ hwiee ngo hwamhwam no guu Yesu tirim. 8 Berɛ a asuafoɔ no hunuu wei no, wɔn bo fui, na wɔkaa sɛ: “Adɛn nti na ɔresɛe no saa? 9 Anka wɔbɛtumi atɔn agye sika pii, na wɔde ama ahiafoɔ.” 10 Berɛ a Yesu hunuu wei no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na mopɛ sɛ moha ɔbaa no? Adepa na wayɛ ama me. 11 Ahiafoɔ deɛ, wɔwɔ mo nkyɛn daa,+ na me deɛ, ɛnyɛ daa na mɛwɔ mo nkyɛn.+ 12 Berɛ a ɔbaa yi de ngo hwamhwam yi guu me ho no, na ɔresiesie me nipadua ama da a wɔbɛsie me.+ 13 Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa no, deɛ ɔbaa yi ayɛ yi nso, wɔbɛka de akae no.”+
14 Ɛnna Dumienu no mu baako, deɛ wɔfrɛ no Yuda Iskariot+ no, kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn.+ 15 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Deɛn na mode bɛma me na mayi no ama mo?”+ Na wɔkaa sɛ wɔbɛma no nnwetɛbena 30.+ 16 Enti ɛfiri saa berɛ no, ɔhwehwɛɛ berɛ a ɛfata a ɔde bɛyi no ama.
17 Da a ɛdi kan a wɔdi Paanoo a Mmɔka* Nnim+ no, asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa sɛ: “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie ma wo na wodi Twam no?”+ 18 Ɔkaa sɛ: “Monkɔ Asomasi nkyɛn wɔ kuro no mu nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no se: “Me berɛ abɛn; me ne m’asuafoɔ bɛdi Twam no wɔ wo fie.”’” 19 Na asuafoɔ no yɛɛ sɛdeɛ Yesu hyɛɛ wɔn no, na wɔyɛɛ Twam no ho ntotoeɛ.
20 Na ɛduruu anwummerɛ no,+ ɔne asuafoɔ 12 no tenaa didipono ho.+ 21 Berɛ a wɔredidi no, ɔkaa sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ mo sɛ, mo mu baako bɛyi me ama.”+ 22 Ɛyɛɛ wɔn awerɛho paa, na wɔfirii aseɛ bisaa no mmaako mmaako sɛ: “Awurade, ɛyɛ me anaa?” 23 Ɔbuaa sɛ: “Deɛ ɔne me to nsa didi ayowa mu no, ɔno na ɔbɛyi me ama.+ 24 Ampa, onipa Ba no rekɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ afa ne ho no, nanso onipa a wɔnam ne so bɛyi onipa Ba no ama+ no nnue!+ Saa onipa no, sɛ wɔanwo no mpo a anka ɛyɛ.”+ 25 Yuda a na ɔrebɛyi no ama no kaa sɛ: “Rabi, ɛyɛ me anaa?” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara woaka.”
26 Berɛ a wɔgu so redidi no, Yesu faa paanoo, na berɛ a ɔhyiraa so wieeɛ no, ɔbubuu mu+ de maa asuafoɔ no kaa sɛ: “Monnye nni. Wei gyina hɔ ma me nipadua.”+ 27 Afei ɔfaa kuruwa, na berɛ a ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn kaa sɛ: “Mo nyinaa monnom ano,+ 28 na wei gyina hɔ ma me ‘mogya+ a wɔde yɛ apam+ no,’ deɛ wɔbɛhwie agu ama nnipa bebree+ anya bɔnefakyɛ+ no. 29 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ: Merennom bobesa yi bi bio kɔsi da a me ne mo bɛnom no foforɔ wɔ m’Agya Ahennie mu.”+ 30 Berɛ a wɔtoo ayeyi nnwom wieeɛ no, wɔpue kɔɔ Ngodua Bepɔ* no so.+
31 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ ɛbɛba me so no bɛto mo nyinaa suntidua anadwo yi, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwankuo no mu nnwan abɔ ahwete.’+ 32 Na sɛ wɔnyane me firi awufoɔ mu a, mɛdi mo anim akɔ Galilea.”+ 33 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ deɛ ɛbɛba wo so no bɛto wɔn nyinaa suntidua mpo a, me deɛ, ɛrento me suntidua da!”+ 34 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛm mereka akyerɛ wo sɛ, anadwo yi, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woaka no mprɛnsa sɛ wonnim me.”*+ 35 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu mpo a, merenka da sɛ mennim wo.”*+ Asuafoɔ a aka no nyinaa nso kaa saa ara.
36 Afei Yesu ne asuafoɔ no kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montena ha, na merekɔ nohoa akɔbɔ mpaeɛ+ aba.” 37 Na ɔfaa Petro ne Sebedeo mma mmienu no kaa ne ho, na ne werɛ firii aseɛ hoe, na ne ho yeraa no yie.+ 38 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me werɛ aho* paa de rekɔ owuo mu. Montena ha, na monkɔ so ne me nwɛn.”+ 39 Berɛ a ɔkɔɔ n’anim kakra no, ɔde n’anim butuu hɔ bɔɔ mpaeɛ+ sɛ: “M’Agya, sɛ ɛbɛyɛ yie a, anka ma kuruwa yi+ ntwa me ho nkɔ. Nanso ɛnyɛ sɛdeɛ mepɛ, na mmom sɛdeɛ wopɛ.”+
40 Na ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn bɛhuu sɛ wɔadeda, na ɔbisaa Petro sɛ: “Enti moantumi ne me anwɛn dɔnhwere baako mpo?+ 41 Monkɔ so nwɛn+ na mommɔ mpaeɛ daa,+ na moankɔ sɔhwɛ mu.+ Honhom no deɛ, ɛpɛ, nanso honam no yɛ mmerɛ.”+ 42 Ɔkɔɔ bio ne mprenu so kɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: “M’Agya, sɛ ɛrentumi ntwa me ho nkɔ, na nom ara na ɛsɛ sɛ menom a, ma wo pɛ nyɛ hɔ.”+ 43 Na ɔsan ba bɛhuu sɛ wɔadeda, ɛfiri sɛ na wɔn ani kum paa. 44 Enti ɔgyaa wɔn hɔ san kɔbɔɔ mpaeɛ ne mprɛnsa so, na ɔkaa asɛm korɔ no ara bio. 45 Ɛnna ɔsan baa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Saa berɛ yi na moada regye mo ahome? Hwɛ! Berɛ aso sɛ wɔyi onipa Ba no hyɛ abɔnefoɔ nsa. 46 Monsɔre, momma yɛnkɔ. Hwɛ! Deɛ ɔbɛyi me ama no aduru ha awie.” 47 Berɛ a ɔgu so rekasa no, hwɛ! Yuda a ɔyɛ Dumienu no mu baako no bae, na na nnipadɔm bi a wɔfiri asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ nkyɛn a wɔkurakura sekan ne nkontimmaa* ka ne ho.+
48 Ná deɛ ɔbɛyi no ama no ama wɔn sɛnkyerɛnne bi sɛ: “Onipa a mɛfe n’ano no, ɔne no; monkye no.” 49 Na ɔkɔɔ Yesu nkyɛn tẽẽ, na ɔkaa sɛ: “Rabi, asomdwoeɛ nka wo!” Ɛnna ɔfee n’ano. 50 Na Yesu bisaa no sɛ: “Damfo, woaba ha rebɛyɛ dɛn?”+ Ɛnna wɔbɛsɔɔ Yesu mu kyee no kɔeɛ. 51 Na hwɛ! wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako tenee ne nsa twee ne sekan, na ɔde twaa ɔsɔfo panin no akoa aso firii hɔ.+ 52 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “San fa wo sekan no hyɛ deɛ ɛhyɛ,+ na wɔn a wɔtwe sekan nyinaa bɛwu sekan ano.+ 53 Anaa wodwene sɛ mentumi nsrɛ m’Agya mma ɔmma me abɔfoɔ mpempem pii*+ seesei ara? 54 Anka ɛbɛyɛ dɛn na Twerɛnsɛm no aba mu sɛ, saa na ɛsɛ sɛ ɛba?” 55 Saa berɛ no, Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ: “Mode sekan ne nkontimmaa* aba rebɛkye me te sɛ korɔmfo-werɛmfoɔ? Ná metaa tena asɔrefie hɔ kyerɛkyerɛ daa,+ nanso moankye me.+ 56 Nanso weinom nyinaa asi na ama nsɛm a adiyifoɔ no twerɛeɛ* no aba mu.”+ Ɛnna asuafoɔ no nyinaa gyaa no hɔ dwaneeɛ.+
57 Wɔn a wɔkyee Yesu no de no kɔɔ ɔsɔfo panin Kaiafa+ nkyɛn, baabi a na atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no ahyiam no.+ 58 Na Petro kɔɔ so dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no adihɔ.* Na berɛ a ɔwuraa mu no, ɔkɔtenaa fie hɔ asomfoɔ no nkyɛn hwɛɛ deɛ ɛbɛsie.+
59 Ná asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Sanhedrin no nyinaa rehwehwɛ adanseɛ bi a ɛnyɛ nokorɛ de atia Yesu, na ama wɔagyina so aku no.+ 60 Nanso wɔannya bi, ɛwom sɛ nnipa bebree bɛdii adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ tiaa no.+ Akyire yi nnipa mmienu bae, 61 na wɔbɛkaa sɛ: “Ɔbarima yi kaa sɛ, ‘Mɛtumi adwiri Onyankopɔn asɔrefie agu na mede nnansa asi.’”+ 62 Ɛnna ɔsɔfo panin no sɔre gyinaeɛ, na ɔbisaa no sɛ: “Wonka biribiara nyi w’ano? Enti deɛ nnipa yi reka atia wo yi, wonte?”+ 63 Nanso Yesu yɛɛ dinn.+ Enti ɔsɔfo panin no ka kyerɛɛ no sɛ: “Meka kyerɛ wo sɛ, ka nokorɛ wɔ Onyankopɔn teasefoɔ no anim. Sɛ wone Kristo no, Onyankopɔn Ba+ no a, ka kyerɛ yɛn!” 64 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara woaka. Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, ɛfiri saa berɛ yi rekɔ no, mobɛhunu onipa Ba no+ sɛ ɔte Otumfoɔ* no nsa nifa+ so na ɔfiri ɔsoro mununkum mu reba.”+ 65 Ɛnna ɔsɔfo panin no suan n’ataadeɛ ngugusoɔ mu, na ɔkaa sɛ: “Waka abususɛm! Adansefoɔ bɛn bio na yɛhia? Hwɛ! Afei deɛ, moate abususɛm no. 66 Modwene ho sɛn?” Ɛnna wɔbuaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ ɔwu.”+ 67 Ɛnna wɔtetee ntasuo guu n’anim+ bobɔɔ no akuturuku.+ Ebinom nso bobɔɔ n’ani so,+ 68 na wɔkaa sɛ: “Kristo, sɛ wose woyɛ odiyifoɔ a, kyerɛ yɛn deɛ ɔbɔɔ wo!”
69 Ná Petro te adihɔ hɔ, ɛnna abaawa* bi baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: “Wo nso, na woka Galileani+ Yesu ho!” 70 Nanso wannye antom, na ɔkaa wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: “Mennim deɛ woreka no ho hwee.” 71 Berɛ a ɔpue kɔɔ efie no kwan ano* no, abaayewa bi nso huu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no sɛ: “Ná saa ɔbarima yi ka Nasaretni Yesu ho.”+ 72 Wei nso wannye antom, na ɔkaa ntam sɛ: “Mennim onipa no!” 73 Ɛyɛɛ kakra no, wɔn a wɔgyinagyina hɔ no bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: “Ampa, woka wɔn ho. Nokwasɛm ne sɛ, wo kasa koraa kyerɛ saa.” 74 Ɛnna ɔfirii aseɛ dii nse kaa ntam sɛ: “Mennim onipa no!” Na ɛhɔ ara na akokɔ bɔneeɛ. 75 Na Petro kaee asɛm a Yesu kaa sɛ: “Ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woaka no mprɛnsa sɛ wonnim me.”*+ Na ɔpue kɔsuu pii.
27 Na adeɛ kyeeɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ nyinaa hyiaam, na wɔhwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so aku Yesu.+ 2 Wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔe, na wɔde no kɔmaa amrado Pilato.+
3 Berɛ a Yuda a ɔyii Yesu maeɛ no huu sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, ɔnuu ne ho, na ɔsan de nnwetɛbena 30 no kɔmaa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no.+ 4 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mayɛ bɔne sɛ mayi onipa a ne ho nni asɛm ama.”* Wɔkaa sɛ: “Ɛfa yɛn ho bɛn? Ɛyɛ wo ara w’asɛm!” 5 Enti ɔtoo nnwetɛbena no guu asɔrefie hɔ, na ɔfirii hɔ kɔe. Na ɔkɔhyɛɛ ne ho akɔmfo.*+ 6 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no sesaa nnwetɛbena no, na wɔkaa sɛ: “Mmara mma kwan sɛ yɛde bɛgu sika akoraeɛ kronkron hɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ mogya sika.” 7 Berɛ a wɔhyia dwendwenee ho no, wɔde sika no tɔɔ asaase,* na wɔde yɛɛ baabi a wɔbɛsie ahɔhoɔ. 8 Enti ɛde bɛsi nnɛ, wɔfrɛ saa asaase no, Mogya Asaase.+ 9 Na deɛ wɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no baa mu sɛ: “Na wɔgyee nnwetɛbena 30 no, ɛboɔ a wɔtwa too onipa no so no, onipa a Israel mma binom twaa boɔ too ne so no, 10 na wɔde gyee asaase* sɛdeɛ na Yehowa* ahyɛ me no.”+
11 Afei Yesu bɛgyinaa amrado no anim, na amrado no bisaa no sɛ: “Wone Yudafoɔ Hene no anaa?” Yesu buaa sɛ: “Wo ara na woreka.”+ 12 Na berɛ a asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no rekeka nsɛm gu ne so no,* wanyi ano.+ 13 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: “Enti nsɛm bebrebe a wɔreka gu wo so yi, wonte?” 14 Nanso wammua no; wanka asɛm baako mpo. Enti ɛyɛɛ amrado no nwanwa paa.
15 Sɛ ɛduru afahyɛ biara a, deɛ na amrado no yɛ ne sɛ, ɔgyaa nnipa a wɔgu afiase no baako ma nnipadɔm no; deɛ nkurɔfoɔ no bɛka sɛ ɔnnyaa no no, na wagyaa no.+ 16 Berɛ no ara mu no, na obi da afiase a wɔfrɛ no Baraba. Ná wagye dimmɔne. 17 Enti berɛ a wɔhyiaam no, Pilato bisaa wɔn sɛ: “Hwan na mopɛ sɛ megyaa no ma mo, Baraba anaa Yesu a mose wɔfrɛ no Kristo no?” 18 Ná Pilato nim sɛ ahoɔyaa nti na wɔde Yesu abrɛ no. 19 Afei nso, berɛ a ɔte atemmuo adwa so no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: “Mfa wo ho nnye onipa tenenee yi asɛm mu koraa, na ne nti, mahunu amane pii wɔ daeɛ mu nnɛ.” 20 Nanso asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no tutu guu nnipadɔm no asom sɛ, wɔnka sɛ wɔpɛ Baraba,+ na wɔmma wɔnkum Yesu.+ 21 Ɛnna amrado no bisaa wɔn sɛ: “Nnipa mmienu no mu hwan na mopɛ sɛ meyi no ma mo?” Wɔkaa sɛ: “Baraba.” 22 Pilato bisaa wɔn sɛ: “Ɛnneɛ deɛn na menyɛ Yesu a mose wɔfrɛ no Kristo no?” Wɔn nyinaa kaa sɛ: “Bɔ no asɛndua mu!”*+ 23 Ɔbisaa wɔn sɛ: “Adɛn? Bɔne bɛn na wayɛ?” Nanso wɔkɔɔ so teateaam dendeenden sɛ: “Bɔ no asɛndua mu!”+
24 Pilato huu sɛ ɛrenkɔsi hwee, na mmom basabasa na ɛde reba. Enti ɔfaa nsuo de hohoroo ne nsa wɔ nnipadɔm no anim, na ɔkaa sɛ: “Menni ɔbarima yi mogya ho fɔ. Mo ara monyɛ deɛ mobɛyɛ.” 25 Ɛnna ɔmanfoɔ no nyinaa kaa sɛ: “Ne mogya mmra yɛne yɛn mma so.”+ 26 Ɛnna ɔgyaa Baraba maa wɔn. Afei ɔmaa wɔhwee Yesu,+ na ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛndua mu.+
27 Afei amrado no asraafoɔ de Yesu kɔɔ amrado no fie hɔ, na wɔboaboaa asraafoɔdɔm no nyinaa ano bɛtwaa ne ho hyiae.+ 28 Na wɔworɔɔ n’ataadeɛ, na wɔde ntoma kɔkɔɔ bi firaa no.*+ 29 Afei wɔde nkasɛɛ nwenee ahenkyɛ de hyɛɛ ne ti, na wɔde demmire* hyɛɛ ne nsa nifa mu. Na wɔkotoo n’anim dii ne ho agorɔ sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo, Yudafoɔ Hene!”* 30 Na wɔtetee ntasuo guu ne so.+ Afei wɔgyee demmire* no, na wɔfirii aseɛ de hwehwee ne tirim. 31 Berɛ a wɔdii ne ho agorɔ wieeɛ no, wɔyii ataade tenten no firii ne ho de n’ataadeɛ ngugusoɔ hyɛɛ no, na wɔde no kɔɔ sɛ wɔnkɔbɔ no asɛndua mu.+
32 Berɛ a wɔrepue akɔ no, wɔhuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon. Saa ɔbarima yi na wɔhyɛɛ no sɛ ɔnsoa Yesu asɛndua* no.+ 33 Na berɛ a wɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota a ɛkyerɛ Tikwankoraa+ no, 34 wɔde adeɛ nwonwoonwono bi fraa nsã* sɛ ɔnnom;+ nanso berɛ a ɔde kaa n’ano no, wannom. 35 Berɛ a wɔbɔɔ no asɛndua mu no, wɔbɔɔ ntonto kyɛɛ n’ataadeɛ ngugusoɔ mu,+ 36 na wɔtenatenaa ase wɔ hɔ hwɛɛ ne so. 37 Bio nso, wɔtwerɛɛ deɛ enti a wɔretwe n’aso no bɔɔ n’atifi sɛ: “Wei ne Yesu, Yudafoɔ Hene No.”+
38 Na wɔbɔɔ akorɔmfo-werɛmfoɔ mmienu bi asɛndua mu kaa ne ho, baako wɔ ne nifa, ɛnna baako wɔ ne benkum.+ 39 Na wɔn a wɔretwam no kasa tiaa no.+ Wɔwosoo wɔn ti,+ 40 na wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ wo na wokaa sɛ wobɛdwiri asɔrefie no agu na wode nnansa asi no?+ Gye wo ho ɛ! Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, si firi asɛndua* no so!”+ 41 Asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no nso firii aseɛ dii ne ho agorɔ saa ara. Wɔkaa sɛ:+ 42 “Ɔgyee nkurɔfoɔ, nanso ɔntumi nnye ne ho! Ɔyɛ Israel Hene;+ ma no nsi mfiri asɛndua* no so, na yɛbɛgye no adi. 43 Ɔde ne ho ato Onyankopɔn so; sɛ Ɔpɛ n’asɛm a, ma Ɔnnye no,+ ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba.’”+ 44 Saa ara na akorɔmfo-werɛmfoɔ a wɔbɔɔ wɔn asɛndua mu kaa ne ho no mpo didii no atɛm.+
45 Ɛfiri dɔn a ɛtɔ so nsia* rekɔ no, esum baa asaase no nyinaa so kɔsii dɔn a ɛtɔ so nkron.*+ 46 Bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so nkron* no, Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ: “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ɛkyerɛ, “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?”+ 47 Berɛ a wɔn a wɔgyinagyina hɔ no tee wei no, ebinom firii aseɛ kaa sɛ: “Ɔbarima yi refrɛ Elia.”+ 48 Ɛhɔ ara na wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔ,* na ɔde bɔɔ nsã* a emu ka mu de tuaa demmire* ano, na ɔde kɔmaa no sɛ ɔnnom.+ 49 Na wɔn a aka no kaa sɛ: “Monnyaa no! Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛgye no anaa.” 50 Yesu san de nne kɛseɛ teaam, na ɔgyaa ne honhom mu.*+
51 Na hwɛ! ntwamutam a ɛwɔ kronkronbea hɔ+ no mu tee mmienu+ firi soro bɛsii fam,+ asaase wosoe, na abotan mu paapaee. 52 Na adamena* so buebueeɛ, na akronkronfoɔ a wɔadeda no afunu* bebree puepueeɛ, 53 na nnipa bebree huu afunu no. (Ne wusɔreɛ akyi no, nnipa bi a wɔkɔɔ asieeɛ hɔ no bi kɔɔ kuro kronkron no mu.) 54 Berɛ a ɔsraani panin no ne wɔn a ɔne wɔn rehwɛ Yesu so no huu asaasewosoɔ no ne deɛ ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ hu kɛse, na ɔkaa sɛ: “Ampa ara, Onyankopɔn Ba nie.”+
55 Ná mmaa bebree wɔ hɔ a wɔgyinagyina akyirikyiri rehwɛ; wɔn na na wɔdi Yesu akyi firi Galilea resom no.+ 56 Wɔn mu bi ne Maria Magdalene ne Yakobo ne Yose maame Maria, ne Sebedeo mma+ no maame.
57 Ɛsiane sɛ na aduru anwummerɛ nti, sikani bi a ɔfiri Arimatea a wɔfrɛ no Yosef baa hɔ. Ná ɔno nso abɛyɛ Yesu suani.+ 58 Saa ɔbarima yi kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ sɛ ɔmfa Yesu amu+ no mma no. Na Pilato kaa sɛ wɔmfa mma no.+ 59 Yosef faa amu no, na ɔde nwera pa a ani teɛ kyekyeree no.+ 60 Ná watwa ɛda foforɔ+ ato abotan mu a ɛyɛ ne dea. Enti ɔde amu no kɔtoo mu. Afei ɔpiaa ɛboɔ kɛseɛ bi tweree ɛda no ano, na ɔgyaa hɔ kɔe. 61 Na Maria Magdalene ne Maria baako no deɛ, wɔkaa hɔ, na wɔtenaa ɛda no anim.+
62 Da a ɛdi hɔ a ɛyɛ Ahoboaboa Da+ no akyi no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no bɛhyiaa wɔ Pilato anim, 63 na wɔkaa sɛ: “Owura, yɛakae sɛ berɛ a nkontomponi no te ase no, ɔkaa sɛ, ‘Nnansa akyi no, mɛsɔre.’+ 64 Enti ka ma wɔnkɔbɔ ɛda no ho ban nkɔsi ne nnansa so, na n’asuafoɔ no ammɛwia no+ anka ankyerɛ nkurɔfoɔ sɛ, ‘Wasɔre afiri awufoɔ mu!’ Anka nkontomposɛm a ɛdi akyire yi bɛsene deɛ ɛdi kan no.” 65 Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa asraafoɔ nkɔ, na monkɔwɛn ɛda no sɛdeɛ mobɛtumi.” 66 Enti wɔkɔe, na wɔde boɔ kataa ɛda no ano dendeenden, na wɔmaa asraafoɔ wɛn hɔ.
28 Homeda no akyi, nnawɔtwe no da a ɛdi kan ahomakye no, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔhwɛɛ ɛda no.+
2 Na hwɛ! Ná asaasewosoɔ kɛseɛ bi asi, ɛfiri sɛ na Yehowa* bɔfoɔ asiane firi soro abɛpia boɔ no afiri hɔ, na na ɔte so.+ 3 Ná ɔbɔfoɔ no hyerɛn te sɛ anyinam, na n’ataadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.+ 4 Ne ho hu nti, asraafoɔ no ho popoe, na ɛyɛɛ sɛ deɛ wɔawuwu.
5 Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ mmaa no sɛ: “Monnsuro, na menim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛndua mu kum no+ no. 6 Ɔnni ha, ɛfiri sɛ wɔanyane no sɛdeɛ ɔkaeɛ no.+ Mommra, mommɛhwɛ faako a na ɔda no. 7 Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ no sɛ wasɔre afiri awufoɔ mu. Na hwɛ! ɔredi mo anim akɔ Galilea,+ na ɛhɔ na mobɛhu no. Hwɛ! Maka akyerɛ mo.”+
8 Enti wɔfirii ɛda no ho ntɛm ara, na wɔde ehu ne anigyeɛ kɛseɛ tuu mmirika sɛ wɔrekɔbɔ n’asuafoɔ no amanneɛ.+ 9 Na hwɛ! Yesu hyiaa wɔn, na ɔkaa sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo!” Ɛnna wɔkɔɔ ne nkyɛn kɔsɔɔ ne nan kotoo no. 10 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnsuro! Monkɔ nkɔbɔ me nuanom amanneɛ sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wɔbɛhu me.”
11 Berɛ a wɔnam kwan so rekɔ no, asraafoɔ+ no bi kɔɔ kuro no mu, na wɔkɔkaa deɛ asi nyinaa kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no. 12 Na berɛ a asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne mpanimfoɔ no hyiaeɛ na wɔbɔɔ pɔ no, wɔmaa asraafoɔ no sika* bebree 13 na wɔkaa sɛ: “Monka sɛ, ‘Anadwo a yɛdedaeɛ no na n’asuafoɔ no ba bɛwiaa no.’+ 14 Na sɛ amrado no te a, yɛbɛkyerɛkyerɛ asɛm no mu akyerɛ no,* enti monnsuro.” 15 Ɛnna wɔgyee sika* no, na wɔyɛɛ deɛ wɔakyerɛ wɔn no. Na asɛm yi trɛɛ wɔ Yudafoɔ mu de bɛsi nnɛ.
16 Na asuafoɔ 11 no kɔɔ Galilea,+ na wɔkɔɔ bepɔ a na Yesu akyerɛ sɛ wɔnkɔhyia wɔ so no so.+ 17 Berɛ a wɔhuu no no, wɔkotoo no. Nanso ebinom adwenem yɛɛ wɔn nãã. 18 Na Yesu baa wɔn nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa ama me.+ 19 Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafoɔ,+ mommɔ wɔn asu+ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, 20 monkyerɛkyerɛ wɔn mma wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so.+ Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa kɔsi wiase yi* awieeɛ berɛ.”+
Anaa “Mesia no; Deɛ Wɔasra No no.”
Anaa “awoɔ ntoatoasoɔ; abusuasanten.”
Anaa “Onyankopɔn tumi.”
Onyankopɔn din Yehowa pue mprɛ 237 wɔ Kristofoɔ Greek Twerɛwnsɛm no mu wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ yi mu (deɛ ɛpue wɔ aseɛ hɔ asɛm no mu ne nkekaho no mu, ne mmeaeɛ foforɔ no nka ho). Nkyekyɛmu yi ne baabi a ɛdi kan pue. Hwɛ Nkh. A5.
Ɛno ara ne Hebri din Yesua, anaa Yosua, na ɛkyerɛ “Yehowa Ne Nkwagyeɛ.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Kyerɛ sɛ, ɔbaa ne ɔbarima nna.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Mesia; Deɛ Wɔasra No.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Nt., “na wɔn a na wɔrehwehwɛ abɔfra kumaa no kra no.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛfiri Hebri asɛmfua “fefɛ” mu.
Hwɛ Nkh. A5.
Kyerɛ sɛ, wuram woɔ.
Anaa “ɔde wɔn nuu Asubɔnten Yordan mu; ɔde wɔn wuraa Asubɔnten Yordan mu.”
Wɔyɛ awɔ bi a wɔn ano wɔ borɔ paa.
Anaa “ɔdii mmuada.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “baabi a ɛwɔ soro paa wɔ asɔrefie hɔ.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Ɛyɛ tadeɛ; Bible san frɛ no Genesaret Tadeɛ, Galilea Po, ne Tiberia Po.
Anaa “Ɔmantam a Emu Nkuro Yɛ Du no mu.”
Anaa “wɔn a wɔsrɛ sɛ wɔmma wɔn honhom no.”
Anaa “wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ.”
Anaa “ahoɔden.”
Anaa “n’ahoɔden.”
Anaa “kɛntɛn a wɔde susu adeɛ.”
Kyerɛ sɛ, Yudafoɔ Sanhedrin no.
Baabi a na wɔhye nwura wɔ Yerusalem akyi. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “kwadran a ɛtwa toɔ.” Hwɛ Nkh. B14.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Nka ntam hunu.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. B14.
Kyerɛ sɛ, bosea a nsiho nka ho.
Kyerɛ sɛ, momma mo dɔ nni mũ.
Anaa “worekyɛ ahiafoɔ adeɛ.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ma wo din nyɛ kronkron.”
Nt, “paanoo.”
Anaa “moredi mmuada.”
Anaa “wɔyɛ wɔn ho basaa.”
Greek asɛmfua no kyerɛ mmoawa bi a wɔtu a wɔwe ntoma.
Greek asɛmfua no kyerɛ mmoawa bi a wɔtu a wɔwe ntoma.
Anaa “w’ani yɛ.” Nt., “sɛ w’ani hwɛ adeɛ baako.”
Anaa “bɛyɛ hann.”
Nt., “ani a ɛdi bɔne akyi; ani a ɛnyɛ.”
Anaa “Morentumi nyɛ nkoa mma.”
Anaa “mo kra.”
Anaa “Ɔkra no.”
Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “wuram sukooko.”
Anaa “dua a wɔde bɔ ɛdan so; mpuna.”
Anaa “dua a wɔde bɔ ɛdan so; mpuna.”
Anaa “dua a wɔde bɔ ɛdan so; mpuna.”
Wuram kraman bi.
Anaa “mpataku adufudepɛfoɔ.”
Anaa “ahoɔdenneɛ.”
Anaa “moto mmara!”
Anaa “ɔbadwemma.”
Anaa “wobɛtumi ama me ho afi.”
Anaa “Wo ho mfi.”
Anaa “afɔrebɔdeɛ.”
Obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ne bo afu, na ne ho yera no.
Anaa “ahoɔmmerɛ.”
Wuram kraman bi.
Anaa “Adɛn nti na mo akoma atu.”
Anaa “baabi a nkaeɛ ada wɔ no.”
Anaa “ɔbotan a ɛtwere hɔ.”
Kyerɛ sɛ, Kapernaum, baabi a na Yesu taa tena yɛ ne som adwuma no wɔ Galilea asaase so no.
Anaa “ɔte pono ho redidi.”
Anaa “tenaa pono ho didiiɛ.”
Anaa “di mmuada.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “sodifoɔ.”
Anaa “sodifoɔ.”
Wɔsan frɛ no Lewi. Hwɛ Lu 5:27.
Wɔsan frɛ no “Yakobo ba Yuda.” Hwɛ Lu 6:16; Yoh 14:22; Aso 1:13.
Bible bi kyerɛ aseɛ sɛ “Simon a ɔfiri Kana.” Nanso deɛ “Kana” kyerɛ paa ne “nsiyɛfoɔ.”
Anaa “momma akwatafoɔ ho mfi.”
Ɛyɛ abɔsoɔ a wɔde sika gu mu.
Wuram kraman bi.
Anaa “monyɛ anifire; monyɛ aniteɛ.”
Anaa “monyɛ kronn sɛ mmuruburo.”
Ɛgyina hɔ ma Satan, ahonhommɔne panin no.
Anaa “nkwa,” kyerɛ sɛ, anidasoɔ a obi wɔ sɛ ɔbɛtena ase daakye.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “assarion.” Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “ɔpa.”
Anaa “mɛpa.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nkwa.”
Anaa “nkwa.”
Anaa “kuruwa ma baako pɛ.”
Anaa “akwatafoɔ ho fi.”
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.
Anaa “ataadeɛ kamakama.”
Anaa “moamfa mo nsa ammobɔ mo koko anni awerɛhoɔ.”
Anaa “ɔbarima a ɔdidi boro so.”
Anaa “nyansa nam deɛ ɛfiri mu ba so.”
Anaa “nkonim.”
Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Hades,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “mobɛnya home ama mo kra.”
Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “pempan.”
Anaa “ɔne ne mmarima no dii paanoo a wɔde kyerɛ no.”
Anaa “adwodwo!”
Anaa “Onipa som bo.”
Anaa “me kra agye no atom!”
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.
Anaa “ɔbɛma atɛntrenee adi nkonim.”
Ɛyɛ din bi a wɔde frɛ Satan.
Anaa “akyidifoɔ; asuafoɔ.”
Anaa “berɛ yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Wɔyɛ awɔ bi a wɔn ano wɔ borɔ paa.
Anaa “wɔn a wɔafiri Onyankopɔn akyi.”
Nt., “asaase akomam.”
Anaa “efie no da mpan.”
Anaa “berɛ yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “aba pa.”
Nt., “aba pa.”
Kyerɛ sɛ, afifideɛ a wɔdi.
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.
Anaa “susukuruwa akɛseɛ mmiɛnsa.”
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wiase mfitiaseɛ.”
Nt., “aba pa.”
Nt., “Aba pa.”
Anaa “berɛ.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “berɛ yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “wɔn a wɔto mmara.”
Obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ne bo afu, na ne ho yera no.
Anaa “ademudeɛ.”
Anaa “berɛ.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ne bo afu, na ne ho yera no.
Nt., “Roma ahemman no fã bi so hene; ná ɔyɛ Roma ɔhempɔn no nanmusini.”
Kyerɛ sɛ, Herode Antipa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “wɔn a na wɔne no te pono ho.”
Anaa “n’amu.”
Nt., “agoprama bebree.” Agoprama baako tenten yɛ mita 185 (anm. 606.95).
Kyerɛ sɛ, berɛ a ɛtɔ so nnan a wɔde wɛn. Ɛfiri aseɛ bɛyɛ ahomakye nnɔn 3 kɔsi bɛyɛ anɔpa nnɔn 6.
Anaa “mpanimfoɔ atetesɛm.”
Ná Farisifoɔ ne Yudafoɔ binom hohoro wɔn nsa sɛdeɛ Yudafoɔ amammerɛ teɛ.
Anaa “ɔsopa.”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “adansekurumu.”
Ná Farisifoɔ ne Yudafoɔ binom hohoro wɔn nsa sɛdeɛ Yudafoɔ amammerɛ teɛ.
Anaa “wɔn a wɔafiri Onyankopɔn akyi.”
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.
Anaa “ɛnyɛ onipa.”
Anaa “Hades,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “kra.”
Anaa “kra.”
Anaa “kra.”
Anaa “kra.”
Anaa “fitaa.”
Anaa “kɔntɔnkye; a moakyea.”
Hwɛ Nkh. A3.
Wɔgye di sɛ ɛyɛ drakma nnan. Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “moannane.”
Anaa “owiyammoɔ.” Ná wɔyam hwiit wɔ ɛboɔ a ɛte saa so.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkh. A3.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “mo Agya.”
Nt., “kɔ na kɔkasa kyerɛ no.”
Nt., “ano.”
Ná dwetɛ dwetikɛseɛ 10,000 yɛ denare 60,000,000. Hwɛ Nkh. B14.
Hwɛ Nkh. B14.
Anaa “ne kɔn.”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔnhyira wɔn.”
Anaa “adansekurumu.”
Anaa “wodi mũ.”
Anaa “bobeturo.”
Hwɛ Nkh. B14.
Kyerɛ sɛ, bɛyɛ anɔpa nnɔn 9.
Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia 12.
Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia nnɔn 3.
Kyerɛ sɛ, bɛyɛ anwummerɛ nnɔn 5.
Hwɛ Nkh. B14.
Hwɛ Nkh. B14.
Hwɛ Nkh. B14
Anaa “me yam a ɛyɛ.”
Nt., “ama w’ani di bɔne akyi?”
Kuruwa no gyina hɔ ma Onyankopɔn apɛdeɛ. Ɛne sɛ, ɔbɛma kwan ama wɔabɔ Yesu soboɔ sɛ waka abususɛm na wɔaku no.
Kuruwa no gyina hɔ ma Onyankopɔn apɛdeɛ. Ɛne sɛ, ɔbɛma kwan ama wɔabɔ Yesu soboɔ sɛ waka abususɛm na wɔaku no.
Anaa “kra.”
Anaa “Ngo Bepɔ.”
Nt., “Hosana” anaa “Hosiana.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “bobeturo.”
Anaa “bobesa.”
Nt., “tweatiboɔ?”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “wɔn a wɔtete ɛpono ho.”
Obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ne bo afu, na ne ho yera no.
Anaa “Ɛfata.”
Anaa “ɛmfata.”
Hwɛ Nkh. B14.
Kyerɛ sɛ, mmarima nson.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Wei yɛ adaka ketewa a twerɛnsɛm no fã bi wom. Ná Yudafoɔ mmarima de bɔ wɔn moma so anaa wɔde to wɔn nsa de bɔ wɔn ho ban.
Anaa “anwummerɛ aduane.”
Anaa “nkongua pa.”
Anaa “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ.”
Hwɛ Nkh. A3.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ne nyinaa yɛ nneɛma bi a yɛde yɛ aduane ma ɛyɛ hwam.
Anaa “Mmara no mu nsɛm a emu yɛ duru.”
Anaa “nneɛma a wɔafom.”
Anaa “mmarato.”
Anaa “moto adiyifoɔ nkaeɛ nna so.”
Nt., “monhyɛ mo agyanom kuruwa mã.”
Wɔyɛ awɔ bi a wɔn ano wɔ borɔ paa.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wɔagya mo fie ato hɔ a obiara nte mu.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “Ngo Bepɔ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “berɛ yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “amanneɛbɔ.”
Anaa “awoko yea.”
Nt., “nkurɔfoɔ bɛyi mo ama ahohia.”
Anaa “nnipa bebree bɛsunti.”
Nt., “mmarato.” Ɛkyerɛ Onyankopɔn mmara a wɔmfa nyɛ hwee.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “owiyammoɔ.”
Anaa “monsiesie mo ho nto hɔ.”
Anaa “dɔn.”
Anaa “onyansafoɔ.”
Anaa “dɔn.”
Obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ne bo afu, na ne ho yera no.
Anaa “anyansafoɔ.”
Anaa “dɔn.”
Ná Greek dwetikɛseɛ mu duro yɛ kilo. 20.4. Hwɛ Nkh. B14.
Nt., “dwetɛ.”
Nt., “dwetɛ.”
Obi yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ne bo afu, na ne ho yera no.
Anaa “ansa na wɔrenyinsɛn awo nnipa (Greek, kosmos),” kyerɛ sɛ, Adam ne Hawa mma.
Greek asɛmfua a yɛakyerɛ aseɛ “adagya” no, ɛbɛtumi akyerɛ sɛ obi nhyɛ hwee koraa. Ɛbɛtumi nso akyerɛ sɛ, deɛ ɔde hyɛ n’ataadeɛ ase no, ɛno nko ara na ɛhyɛ no.
Kyerɛ sɛ, wɔbɛtwa wɔn afiri nkwa mu. Nt., “dua a wɔtwitwa ho to gu.”
Anaa “Na berɛ a ɔte didipono ho.”
Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.
Anaa “Ngo Bepɔ.”
Anaa “woapa me mprɛnsa.”
Anaa “merempa wo da.”
Anaa “Me kra werɛ aho.”
Anaa “mporibaa.”
Nt., “abɔfoɔ bɛboro asafotoɔ 12.”
Anaa “mporibaa.”
Anaa “twerɛnsɛm.”
Anaa “fie.”
Nt., “tumi.”
Anaa “afenaa.”
Anaa “ntwironoo mu.”
Anaa “woapa me mprɛnsa.”
Nt., “Mayɛ bɔne sɛ mayi mogya a asɛm nni ho ama.”
Anaa “ɔkɔsɛn ne ho.”
Nt., “ɔnwemfoɔ asaase.”
Nt., “ɔnwemfoɔ asaase.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “rebɔ no soboɔ no.”
Anaa “Fa no sɛn dua so ku no!”
Anaa “ataadeɛ afasebire bi hyɛɛ no.”
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.
Anaa “Yudafoɔ Hene, mo!”
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “bobesa.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia 12.
Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia nnɔn 3.
Bɛyɛ awia nnɔn 3.
Ɛyɛ sapɔ bi a ɛtumi nonom nsuo.
Anaa “bobesa.”
Ɛyɛ afifideɛ bi a ɛwɔ nsuo ho.
Anaa “ɔwui.”
Anaa “nkaeɛ ada.”
Anaa “amu.”
Hwɛ Nkh. A5.
Nt., “nnwetɛbena.”
Nt., “yɛne no bɛka.”
Nt., “nnwetɛbena.”
Anaa “berɛ yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.