Leviticus
23 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Yehowa afahyɛ ahodoɔ+ a ɛsɛ sɛ mobɔ no dawuro+ no yɛ nhyiamu kronkron. M’afahyɛ ahodoɔ no nie:
3 “‘Monyɛ adwuma nnansia, na da a ɛtɔ so nson no yɛ da a ɛsɛ sɛ mohome koraa;+ ɛyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara. Baabi a mobɛtena biara no, monkae sɛ ɛyɛ Homeda ma Yehowa.+
4 “‘Weinom ne Yehowa afahyɛ ahodoɔ a ɛyɛ nhyiamu kronkron no; berɛ no so a mommɔ no dawuro: 5 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 14 no+ anwummerɛ* yɛ Yehowa Twam Afahyɛ.+
6 “‘Saa bosome yi da a ɛtɔ so 15 no yɛ Paanoo a Mmɔka* Nnim Afahyɛ ma Yehowa.+ Enti monni paanoo a mmɔka nnim nnanson.+ 7 Ɛda a ɛdi kan no bɛyɛ nhyiamu kronkron ama mo.+ Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara. 8 Mmom momfa nnanson mmɔ afɔreɛ a wɔde gya hye mma Yehowa. Na da a ɛtɔ so nson no yɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.’”
9 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 10 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Sɛ monya duru asaase a mede rema mo no so na motwa ɛso nnɔbaeɛ a, momfa mo aba a ɛdi kan+ a moaboaboa ano atifi atifi no baako mmrɛ ɔsɔfoɔ no.+ 11 Afei ɔsɔfoɔ no nhim nnɔbaeɛ a wɔde abrɛ no no wɔ Yehowa anim na moanya nhyira. Ɔnhim no da a ɛdi Homeda so no. 12 Ɛda a mobɛma wɔahim nnɔbaeɛ no, momfa odwennini kumaa a wadi afe mmra mma wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma Yehowa. 13 Afei momfa ngo mfete esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu mmienu* mmɛbɔ aduane afɔreɛ hwamhwam* a wɔhye ma Yehowa no. Momfa bobesa hin* nkyɛmu nnan mu baako nka ho mmɛbɔ nsã afɔreɛ. 14 Ɛnsɛ sɛ modi paanoo, mowe nkyeweɛ, anaa modi baali* a moatwa no foforɔ no bi kɔsi da a mode mo afɔrebɔdeɛ bɛba mo Nyankopɔn anim no. Baabi a mobɛtena biara, wei yɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
15 “‘Homeda no akyi da a ɛdi hɔ a mode nnɔbaeɛ a moaboaboa ano atifi atifi no baako bɛba abɛbɔ ohim afɔreɛ no, monkan Homeda nson mfiri saa da no.+ Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nnawɔtwe nson pɛpɛɛpɛ. 16 Monkan nnafua 50,+ na ɛbɛkɔ akɔsi da a ɛdi Homeda a ɛtɔ so nson no akyi, na momfa nnɔbaeɛ foforɔ nyɛ aduane afɔreɛ mmrɛ Yehowa.+ 17 Baabi a mote biara, momfa paanoo mmienu mmɛbɔ ohim afɔreɛ. Momfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu mmienu* ntõ paanoo a mmɔka wom no,+ na ɛnyɛ aba a ɛdi kan mma Yehowa.+ 18 Momfa adwennini nkumaa nson a wɔte apɔ a wɔn mu biara adi afe ne nantwinini kumaa baako ne adwennini mmienu nka paanoo no ho mmra.+ Wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma Yehowa nka aduane ne nsã afɔreɛ no ho, na ɛnyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa. 19 Momfa apɔnkye ba baako mmɔ bɔne ho afɔreɛ+ na momfa adwennini nkumaa mmienu a wɔn mu biara adi afe mmɔ asomdwoeɛ afɔreɛ.+ 20 Ɔsɔfoɔ no mfa adwennini nkumaa mmienu no nka paanoo a wɔde aba a ɛdi kan yɛeɛ no ho, na ɔnhim sɛ ohim afɔreɛ mma Yehowa. Ɛyɛ kronkron ma Yehowa, na ɛbɛyɛ ɔsɔfoɔ no dea.+ 21 Saa da no duru a, mommɔ dawuro+ sɛ ɛyɛ nhyiamu kronkron ma mo. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara. Baabi a mobɛtena biara, wei yɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
22 “‘Sɛ moretwa mo asaase so nnɔbaeɛ a, monntwa deɛ ɛwɔ afuo no anoano no nyinaa, na monnsesa deɛ aka aseɛ no.+ Monnya mma ahiafoɔ*+ ne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ mo mu no.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”
23 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 24 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan no, monhome koraa. Ɛyɛ nhyiamu kronkron a wɔbɛhyɛne totorobɛnto de abɔ no dawuro.+ 25 Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara, mmom mommɔ afɔreɛ a wɔde gya hye mma Yehowa.’”
26 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 27 “Bosome a ɛtɔ so nson yi da a ɛtɔ so du no deɛ, ɛyɛ Mpata Da.+ Ɛyɛ nhyiamu kronkron ma mo; monni awerɛhoɔ,*+ na mommɔ afɔreɛ a wɔde gya hye mma Yehowa. 28 Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara saa da yi, ɛfiri sɛ ɛyɛ da a wɔbɛpata ama mo+ wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim. 29 Obiara* a wanni awerɛhoɔ* saa da no, wɔbɛku no.*+ 30 Na obiara* a ɔbɛyɛ adwuma biara saa da no, mɛku no. 31 Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara. Na baabi a mobɛtena biara, wei yɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. 32 Ɛyɛ da a mobɛhome koraa, na bosome no da a ɛtɔ so nkron no anwummerɛ no, monni* awerɛhoɔ.+ Monni homeda no mfiri anwummerɛ nkɔsi anwummerɛ.”
33 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 34 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Bosome a ɛtɔ so nson yi da a ɛtɔ so 15 no yɛ Apata* Afahyɛ ma Yehowa, na nnanson na mode bɛdi.+ 35 Ɛda a ɛdi kan no yɛ nhyiamu kronkron, na ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara. 36 Momfa nnanson mmɔ afɔreɛ a wɔde gya hye mma Yehowa. Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no yɛ nhyiamu kronkron ma mo,+ na mommɔ afɔreɛ a wɔde gya hye mma Yehowa. Ɛyɛ nhyiamu titire. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.
37 “‘Weinom ne Yehowa afahyɛ ahodoɔ+ a ɛsɛ sɛ mobɔ no dawuro sɛ ɛyɛ nhyiamu kronkron+ a mobɛbɔ afɔreɛ a wɔde gya hye ma Yehowa: ɔhyeɛ afɔreɛ+ ne aduane afɔreɛ+ ne nsã afɔreɛ+ sɛdeɛ wɔahyehyɛ ama da biara. 38 Weinom nyinaa akyi no, mode afɔreɛ a mobɛbɔ no Yehowa home nna,+ mo akyɛdeɛ,+ mo bɔhyɛ afɔreɛ,+ ne mo ayamyɛ afɔreɛ+ a mode bɛma Yehowa no nso bɛba. 39 Nanso bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so 15, berɛ a moaboaboa mo asaase so nnɔbaeɛ ano no, monni Yehowa afahyɛ no nnanson.+ Ɛda a ɛdi kan ne da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɛsɛ sɛ mohome koraa.+ 40 Ɛda a ɛdi kan no, mompɛ nnua fɛfɛ so aba ne berɛ+ ne dua mman a ahaban wɔ so kusuu ne nsuano nnua, na monni ahurisie+ nnanson wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim.+ 41 Ɛyɛ Yehowa afahyɛ a ɛsɛ sɛ modi no nnanson afe biara.+ Wei yɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; bosome a ɛtɔ so nson mu na monni afahyɛ yi. 42 Montenatena apata ase nnanson.+ Ɛsɛ sɛ Israel man mma nyinaa tenatena apata ase, 43 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nkyirimma bɛhu+ sɛ berɛ a meyii Israelfoɔ firii Egypt asaase so no, apata ase na memaa wɔtenatenaeɛ.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”
44 Ɛnna Mose kaa Yehowa afahyɛ ahodoɔ no ho asɛm kyerɛɛ Israelfoɔ no.