NEA ƐTO SO ABIEN A ƆDE KƆMAA KORINTOFO
1 Me Paul, a Onyankopɔn pɛ nti meyɛ Kristo Yesu somafo, ne yɛn nua Timoteo,+ yɛde krataa yi rebrɛ Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, ɛne akronkronfo nyinaa a wɔwɔ Akaia baabiara.+
2 Yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoe nka mo.
3 Ayeyi nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn+ a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya+ ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn+ no. 4 Ɔno na ɔkyekye yɛn werɛ* wɔ yɛn amanehunu* nyinaa mu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nso, yebetumi de awerɛkyekye a yenya fi Onyankopɔn hɔ+ no akyekye wɔn a wɔwɔ amanehunu biara mu no werɛ.+ 5 Na sɛnea amanehunu a Kristo nti ɛto yɛn dɔɔso no,+ saa ara na awerɛkyekye a Kristo nti yenya no nso dɔɔso. 6 Sɛ sɔhwɛ* to yɛn a, mo awerɛkyekye ne mo nkwagye ntia; na sɛ wɔkyekye yɛn werɛ a, mo awerɛkyekye ntia; ɛno na ɛboa mo ma mutumi gyina ɔhaw a yɛn nso yehyia bi no ano. 7 Na anidaso a yɛwɔ wɔ mo mu no nhinhim, efisɛ yenim sɛ morehu amane te sɛ yɛn ara, enti awerɛkyekye a yenya no, mo nso mubenya bi.+
8 Anuanom, amanehunu a ɛtoo yɛn wɔ Asia mantam mu+ no, yɛmpɛ sɛ yɛde sie mo. Ateetee a yɛfaa mu no, na ano yɛ den yiye, na na ɛboro yɛn ahoɔden so. Enti na yenim sɛ yɛn nkwa mpo befi yɛn nsa.+ 9 Nokwasɛm ne sɛ, na ɛyɛ yɛn sɛ yɛawu awie. Eyi baa saa, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa yɛn ho nto yɛn ho so, na mmom yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn a onyan awufo no so.+ 10 Ɛkaa dɛ, anka yɛrewu, nanso ogyee yɛn, na obegye yɛn nso; yɛn ani da no so sɛ ɔbɛkɔ so ara agye yɛn.+ 11 Nea mo nso mubetumi ayɛ aboa yɛn ne sɛ mobɛkotow asrɛ ama yɛn,+ sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii bɛda ase ama yɛn wɔ adom a nnipa pii mpaebɔ nti, wɔde adom yɛn no ho.+
12 Nea yɛde hoahoa yɛn ho ni: Yɛn ahonim* di adanse sɛ, yɛde kronkronyɛ ne nokwaredi a efi Onyankopɔn na abɔ yɛn bra wɔ wiase, ɛnkanka ɔkwan a yɛfaa so ne mo dii no. Ɛnyɛ nnipa nyansa na yɛde yɛɛ saa,+ na mmom Onyankopɔn adom. 13 Ɛnyɛ biribi foforo biara na yɛrekyerɛw mo; ɛyɛ nea mubetumi akenkan ate ase.* Mewɔ anidaso sɛ mobɛkɔ so ate saa nneɛma yi ase yiye paa,* 14 sɛnea moate ase ɔkwan bi so sɛ mubetumi de yɛn ahoahoa mo ho no. Saa ara na yɛn nso, yɛde mo bɛhoahoa yɛn ho wɔ yɛn Awurade Yesu da no mu.
15 Ahotoso yi na na mewɔ, enti mebɔɔ me tirim sɛ medi kan aba mo nkyɛn, na ama mo ani agye ne mprenu so;* 16 efisɛ meyɛɛ m’adwene sɛ, sɛ merekɔ Makedonia a, mɛba mo nkyɛn, na sɛ mifi Makedonia reba nso a, masan aba mo nkyɛn, na ɛno akyi no, moagya me kwan akɔ Yudea.+ 17 Bere a mebɔɔ me tirim saa no, mamfa no aniberesɛm anaa? Anaasɛ me tirim a mebɔ no, ɛyɛ a mebɔ no ɔhonam mu ma enti meka “Yiw, yiw” na afei maka “Daabi, daabi” anaa? 18 Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo, enti nea yɛka kyerɛ mo no, ɛnyɛ sɛ yɛreka “yiw” nanso na ɛyɛ “daabi.” 19 Efisɛ Onyankopɔn Ba Yesu Kristo a wɔnam yɛn so, kyerɛ sɛ, wɔnam me ne Silwano* ne Timoteo so kaa ne ho asɛm wɔ mo mu no,+ ɛnyɛ sɛ na ɔyɛ “yiw” nanso na ɔyɛ “daabi,” na mmom ne fam de, “yiw” abɛyɛ “yiw.” 20 Na Onyankopɔn bɔhyɛ bebree no nyinaa nam no so ayɛ “yiw.”+ Ɛno nso nti, ɛnam no so na yɛka “Amen” kyerɛ Onyankopɔn+ de hyɛ Onyankopɔn anuonyam. 21 Na nea wasi no pi sɛ mo ne yɛn nyinaa yɛ Kristo dea, a ɔsraa yɛn no, ɔno ne Onyankopɔn.+ 22 Wasan nso de n’ahyɛnsode atim yɛn so,+ na ɔde honhom no ama yɛn wɔ yɛn komam de ayɛ nea ɛbɛba no ho adanse a edi mu.*+
23 Afei, miyi Onyankopɔn sɛ me* dansefo sɛ, ba a memmaa Korinto nyinaa, ɛyɛ mo werɛ a mempɛ sɛ ɛhow ntia. 24 Yɛnyɛ atumfo wɔ mo gyidi so,+ na mmom yɛyɛ mfɛfo adwumayɛfo a yɛboa ma mo ani gye, efisɛ mo gyidi na ama mugyina hɔ.
2 Mayɛ m’adwene sɛ meremma mo nkyɛn mma munni awerɛhow bio. 2 Na sɛ mema mo werɛ how a, hena na ɔbɛma m’ani agye? Ɛnyɛ mo a mama mo werɛ ahow no ara? 3 Nea mekyerɛw brɛɛ mo no, mekyerɛwee sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ meba a, merenni awerɛhow wɔ wɔn a ɛsɛ sɛ midi wɔn ho ahurusi no ho; efisɛ mewɔ awerɛhyem sɛ nea ɛma m’ani gye no, ɛno ara na ɛma mo nyinaa munya m’anigye no bi. 4 Mede komam ahometew ne ɛyaw pii ne nisu bebree na ɛkyerɛw mo; ɛnyɛ sɛ na mepɛ sɛ mo werɛ how,+ mmom sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu ɔdɔ kɛse a mewɔ ma mo.
5 Na sɛ obi ayɛ ama awerɛhow aba a,+ ɛnyɛ me na wama me werɛ ahow, na mmom ɔkwan bi so no, wama mo nyinaa mo werɛ ahow. Nanso mempɛ sɛ meka biribi a ɛbɛsɛe asɛm no koraa. 6 Animka a nnipa dodow no de ama saa onipa no, ɛno ara dɔɔso ma no. 7 Enti afei munyi mo yam mfa nkyɛ no, na monkyekye ne werɛ,+ na awerɛhow bebrebe anhyɛ no so.*+ 8 Ɛno nti mitu mo fo sɛ, momma onhu sɛ modɔ no ampa.+ 9 Na eyi nso nti na merekyerɛw mo. Ɛne sɛ, mepɛ sɛ mihu sɛ moyɛ osetie wɔ ade nyinaa mu anaa. 10 Sɛ obi yɛ biribi na mode kyɛ no a, me nso mede kyɛ no. Nokwasɛm ne sɛ, asɛm biara a mede akyɛ no (sɛ mede asɛm bi akyɛ a), mo nti na meyɛɛ saa wɔ Kristo anim, 11 sɛnea ɛbɛyɛ a Satan rennya yɛn,*+ efisɛ yenim n’akwan.*+
12 Afei bere a miduu Troa+ sɛ merekɔka Kristo ho asɛmpa, a wobuee pon maa me Awurade mu no, 13 me nua Tito+ a manhu no nti, mannya ahotɔ.* Enti mekraa wɔn, na mifii hɔ kɔɔ Makedonia.+
14 Nanso aseda nka Onyankopɔn. Ɔno na odi yɛn anim daa ma yɛne Kristo to santen wɔ nkonimdi mu. Na ɔnam yɛn so ma ne ho nimdeɛ ho hua gye baabiara! 15 Efisɛ yɛyɛ Kristo ho hua ma Onyankopɔn, na wɔn a wɔregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔasi ɔsɛe kwan so no te ehua no. 16 Wɔn a wɔasi ɔsɛe kwan so no, yɛyɛ pampan* a efi owu mu kɔ owu mu ma wɔn,+ na wɔn a wɔregye wɔn no de, yɛyɛ hua a efi nkwa mu kɔ nkwa mu ma wɔn. Na hena na ɔfata sɛ ɔyɛ eyinom? 17 Ɛyɛ yɛn, efisɛ yɛmfa Onyankopɔn asɛm nni gua*+ sɛnea nnipa pii yɛ no. Mmom yɛde adwempa kasa sɛ wɔn a Onyankopɔn asoma wɔn, yiw, yɛkasa wɔ Onyankopɔn anim, wɔ Kristo mu.
3 Yɛnsan mfi ase nni yɛn ho adanse bio anaa? Anaa sɛnea ebinom yɛ no, ehia sɛ yɛde adansedi nkrataa brɛ mo anaa yenya bi fi mo hɔ? 2 Mo ara mone yɛn krataa+ a wɔakyerɛw wɔ yɛn koma so, a nnipa nyinaa hu na wɔkenkan. 3 Biribiara kyerɛ sɛ moyɛ Kristo krataa, na yɛn a yɛyɛ asomfo no, yɛn na yɛkyerɛwee.+ Ɛnyɛ adubiri na yɛde kyerɛwee, mmom yɛde Onyankopɔn teasefo no honhom na ɛkyerɛwee. Yɛankyerɛw no abopon so;+ mmom yɛkyerɛw no honam apon so, wɔ koma so.+
4 Yɛnam Kristo so na anya saa ahotoso yi wɔ Onyankopɔn mu. 5 Ɛnyɛ nea yɛreka ne sɛ yɛn ara yɛfata yiye sɛ yɛyɛ saa adwuma yi, na mmom Onyankopɔn na ɔma yɛfata yiye.+ 6 Ɔno na wama yɛafata yiye sɛ yɛyɛ apam foforo+ asomfo. Yɛnyɛ mmara a wɔakyerɛw+ ho asomfo, na mmom yɛyɛ honhom de; efisɛ mmara a wɔakyerɛw no bu nnipa fɔ kɔ owu mu,+ na honhom no de, ɛma nkwa.+
7 Mmara a ɛde owu ba a wɔakyerɛw* wɔ abo so+ no mpo bae wɔ anuonyam mu, enti Israel mma antumi anhwɛ Mose anim esiane anuonyam a na ɛwɔ n’anim no nti.+ Saa anuonyam no, na ebetwam. 8 Ɛnde, honhom a wɔde ma no+ nso ɛ? N’anuonyam rennɔɔso nsen saa+ anaa? 9 Sɛ na mmara apam a ɛde afobu ba+ no wɔ anuonyam+ a, ɛnde na nea ɛde trenee ba no benya anuonyam a ɛkyɛn saa koraa!+ 10 Nokwasɛm ne sɛ, nea bere bi na ɛwɔ anuonyam no mpo, wɔayi ɛho anuonyam no afi hɔ esiane anuonyam a ɛboro ɛno so nti.+ 11 Sɛ nea na ebetwam no de anuonyam na ɛbae+ a, ɛnde nea ɛbɛtena hɔ no anuonyam bɛkyɛn saa koraa!+
12 Esiane sɛ yɛwɔ anidaso a ɛte saa+ nti, yɛde ahotoso kɛse kasa; 13 na nea Mose yɛe no, ɛnyɛ ɛno bi na yɛyɛ. Ɔno de, na ɔde ade kata n’anim+ sɛnea ɛbɛyɛ a Israel mma rennyen wɔn ani nhwɛ nea na ebetwam no awiei. 14 Nanso, wɔn adwene dae.*+ Na ɛde besi nnɛ no, bere biara a wɔbɛkenkan apam dedaw no, nkataanim no da so ara wɔ hɔ a wonnya nyii,+ efisɛ ɛnam Kristo nko ara so na wobeyi afi hɔ.+ 15 Nokwasɛm ne sɛ, ɛde besi nnɛ nyinaa, bere biara a wɔbɛkenkan Mose nsɛm no,+ nkataanim da so ara kata wɔn koma so.+ 16 Na sɛ obi dan ba Yehowa* nkyɛn a, woyi nkataanim no.+ 17 Yehowa* yɛ Honhom,+ na baabi a Yehowa* honhom wɔ no, ahofadi wɔ hɔ.+ 18 Na bere a yɛn nyinaa de yɛn anim a yɛnkatae no da Yehowa* anuonyam adi sɛ ahwehwɛ no, wɔsakra yɛn kɔ suban koro no ara mu fi anuonyam mu kɔ anuonyam a ɛkyɛn so mu, sɛnea Yehowa* a ɔyɛ Honhom* no yɛ no no pɛpɛɛpɛ.+
4 Ne saa nti, esiane sɛ wɔahu yɛn mmɔbɔ ama yɛanya ɔsom adwuma yi nti, yɛmpa abaw. 2 Na mmom yɛatwe yɛn ho afi sum ase nnwuma a ɛyɛ aniwu no ho, na yɛmma nnaadaa mma yɛn akwan mu, na saa ara nso na yɛmfra Onyankopɔn asɛm mu.+ Mmom yɛda nokware no adi, na yɛnam so di yɛn ho adanse kyerɛ nnipa* nyinaa wɔ Onyankopɔn anim.+ 3 Na sɛ asɛmpa a yɛka no so akata ampa a, ɛso akata ama wɔn a wɔasi ɔsɛe kwan so no. 4 Wɔn mu na wiase yi* nyame+ afura wɔn a wonnye nni no adwene ani,+ sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban+ no anuonyam asɛmpa no hann renhyerɛn wɔ wɔn so.+ 5 Na ɛnyɛ yɛn ho asɛm na yɛka, na mmom yɛka Yesu Kristo ho asɛm sɛ ɔyɛ Awurade, na yɛn nso yɛyɛ mo nkoa ma Yesu. 6 Efisɛ Onyankopɔn ne nea ɔkae sɛ: “Hann mfi sum mu nhyerɛn.”+ Na Kristo anim na ɔnam so ama hann atɔ yɛn koma so, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛwɔ anuonyam no bɛhyerɛn yɛn koma so.+
7 Nanso yɛwɔ saa agyapade+ yi wɔ dɔte anwenne* mu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a tumi a ɛboro nnipa de so no bɛyɛ Onyankopɔn dea, na ɛnyɛ yɛn ankasa dea.+ 8 Akwan nyinaa mu, womia yɛn denneennen, nanso ɛnyɛ sɛ yentumi ntwa yɛn ho koraa; yɛn adwene tu fra, nanso ɛnyɛ sɛ yennya yɛn ho ntetew koraa;*+ 9 wɔtan yɛn ani, nanso wonnyaw yɛn hɔ;+ wɔbɔ yɛn hwe fam, nanso yɛnsɛee.+ 10 Owu amanehunu a Yesu faa mu no, daa yɛfa mu bi wɔ yɛn nipadua mu,+ na ama wɔayi Yesu nkwa nso adi wɔ yɛn nipadua mu. 11 Efisɛ yɛn a yɛte ase yi, Yesu nti, daa yɛne owu bɔ mpunimpu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a Yesu nkwa bɛda adi wɔ yɛn honam a ewu no nso mu. 12 Enti owu yɛ adwuma wɔ yɛn mu, na nkwa yɛ adwuma wɔ mo mu.
13 Na esiane sɛ yɛwɔ gyidi honhom te sɛ nea wɔakyerɛw ho asɛm sɛ: “Migye dii, na ɛma mekasae”+ no nti, yɛn nso yegye di, na ɛma yɛkasa, 14 na yenim sɛ Nea onyan Yesu no, obenyan yɛn nso aka Yesu ho, na ɔde yɛne mo nyinaa bɛkyerɛ.+ 15 Mo nti na eyinom nyinaa akɔ so, sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii aseda nti, adom bebu abɔ ho na akɔ so aboro so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.+
16 Enti yɛmpa abaw, na sɛnea yɛte wɔ nnipa ani so no resɛe mpo a, sɛnea yɛte wɔ yɛn mu no de, ɛyɛ foforo da biara da. 17 Ɛwom, amanehunu* no wɔ hɔ bere tiaa bi na emu yɛ hare, nanso ɛde anuonyam kɛse* a ɛkyɛn so brɛ yɛn, na ɛbɛtena hɔ daa;+ 18 na ɛnyɛ nneɛma a yehu na yɛde yɛn ani si so, na mmom yɛde si nneɛma a yenhu so.+ Efisɛ nneɛma a yehu no wɔ hɔ bere tiaa bi, nanso nneɛma a yenhu no tena hɔ daa.
5 Na yenim sɛ, sɛ wodwiriw yɛn fi a ɛwɔ asaase so yi gu, kyerɛ sɛ, sɛ wodwiriw saa ntamadan yi gu a,+ yebenya ɔdan bi a efi Onyankopɔn hɔ. Ɛyɛ ofi a wɔamfa nsa ansi+ a ɛwɔ hɔ daa wɔ soro. 2 Na ofi* yi mu na yesũ di awerɛhow wɔ yɛn mu, na yɛhwɛ kwan denneennen sɛ yɛbɛhyɛ nea ɛyɛ yɛn dea* a efi soro*+ no, 3 sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ yenya hyɛ a, yɛrenna adagyaw. 4 Nokwasɛm ne sɛ, yɛn a yɛte ntamadan yi mu no, yesũ di awerɛhow wɔ yɛn mu, na nneɛma hyɛ yɛn so. Efisɛ yɛmpɛ sɛ yɛworɔw eyi gu hɔ, nanso yɛpɛ sɛ yɛhyɛ baako no,+ sɛnea ɛbɛyɛ a nkwa bɛmene nea ewu no.+ 5 Na Onyankopɔn ne nea wasiesie yɛn ama eyi.+ Ɔno na ɔde honhom no ama yɛn sɛ nea ɛbɛba no ho adanse a edi mu.*+
6 Enti yɛwɔ akokoduru daa, na yenim sɛ bere dodow a nipadua no yɛ yɛn fi no, yenni Awurade nkyɛn,+ 7 efisɛ yɛnam gyidi mu, na ɛnyɛ nea yehu mu. 8 Nanso yɛwɔ akokoduru, na yɛn ani gye ho sɛ yebefi nipadua mu na yɛne Awurade akɔtena.+ 9 Enti sɛ yɛwɔ ne nkyɛn oo, yenni ne nkyɛn oo, yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛsɔ n’ani. 10 Na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kopue* Kristo atemmu agua no anim, na nea obiara yɛe bere a ɔwɔ nipadua mu no, papa oo, bɔne oo, wanya so akatua.+
11 Enti esiane sɛ yenim Awurade suro nti, yɛkɔ so ne nnipa kasa ma wogye yɛn di, nanso Onyankopɔn de, onim yɛn yiye.* Na migye di sɛ mo ahonim* nso nim yɛn yiye.* 12 Ɛnyɛ sɛ yɛredi yɛn ho adanse akyerɛ mo bio, na mmom yɛrema mo nea mubegyina so ahoahoa mo ho wɔ yɛn ho, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn a wɔmfa nea ɛwɔ komam nhoahoa wɔn ho,+ na mmom wɔde nea aniwa hu hoahoa wɔn ho no, mubenya biribi ama wɔn mmuae. 13 Na sɛ yɛabɔ dam+ a, yɛabɔ ama Onyankopɔn; na sɛ yɛn adwenem da hɔ a, emu da hɔ ma mo. 14 Na ɔdɔ a Kristo wɔ no hyɛ yɛn, efisɛ nea yɛahu ne sɛ, ɔbaakofo wu maa obiara;+ ɛno nti obiara awu. 15 Na owu maa obiara, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio,+ na mmom wɔbɛtena ase ama nea owu maa wɔn na wonyan no no.
16 Enti efi saa bere yi rekɔ no, yennim obiara wɔ honam mu.+ Sɛ mpo, na yenim Kristo wɔ ɔhonam mu a, afei de, yennim no saa bio.+ 17 Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo;+ nneɛma dedaw no atwam; hwɛ! nneɛma foforo na aba. 18 Na nneɛma nyinaa fi Onyankopɔn hɔ. Ɔno na ɔnam Kristo so asiesie yɛne no ntam,+ na wama yɛn ɔsom adwuma a ɛma nnipa siesie wɔne no ntam,+ 19 kyerɛ sɛ, Onyankopɔn nam Kristo so resiesie Ɔne wiase bi ntam;+ ɔremmu wɔn mfomso ngu wɔn so.+ Na ɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka asɛm a ɛbɛma nkurɔfo asiesie wɔne no ntam.+
20 Enti yɛyɛ ahemmɔfo*+ a yesi Kristo anan,+ te sɛ nea Onyankopɔn nam yɛn so resrɛ nnipa. Yegyina Kristo ananmu resrɛ sɛ: “Momma wonsiesie mo ne Onyankopɔn ntam.” 21 Nea na onnim bɔne+ no, ɔde no yɛɛ bɔne* maa yɛn, na yɛnam no so ayɛ atreneefo wɔ Onyankopɔn anim.*+
6 Bere a yɛne no abom reyɛ adwuma+ yi, yetu mo fo bio sɛ munnnye Onyankopɔn adom no mmma ɛnnyɛ ɔkwa.+ 2 Na ɔka sɛ: “Bere a ɛfata mu na mitiee wo; nkwagye da na meboaa wo.”+ Hwɛ! Ɛnnɛ ne adom bere. Hwɛ! Ɛnnɛ ne nkwagye da.
3 Yɛnto hintidua wɔ biribiara mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennya yɛn som adwuma no ho asɛm biara;+ 4 na mmom ade nyinaa mu, yedi yɛn ho adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo:+ Yemia yɛn ani fa nneɛma pii mu, amanehunu mu, ohia mu, ahokyere mu,+ 5 ɔhwe mu, afiasenna+ mu, basabasayɛ mu, adwumaden mu, yɛda a yɛnna, ɛtɔ da a yennya aduan nni;+ 6 ahotew mu, nimdeɛ mu, abotare*+ mu, ayamye+ mu, honhom kronkron mu, ɔdɔ a nyaatwom nnim mu,+ 7 nsɛm a yɛka a ɛyɛ nokware mu, Onyankopɔn tumi+ mu; yɛnam trenee akode+ a ɛwɔ yɛn nsa nifa mu* ne yɛn nsa benkum mu* so, 8 yɛnam anuonyam ne animguase so, yɛnam asɛmmɔne ne asɛmpa so. Wobu yɛn sɛ nnaadaafo, nanso yɛyɛ anokwafo; 9 wobu yɛn sɛ nnipa a wonnim yɛn, nanso wonim yɛn paa; wobu yɛn sɛ nnipa a yɛrewu,* nanso hwɛ! yɛte ase;+ wobu yɛn sɛ nnipa a wɔatwe yɛn aso,* nanso wonkum yɛn;+ 10 wobu yɛn sɛ nnipa a wɔredi awerɛhow, nanso yɛn ani gye daa; wobu yɛn sɛ ahiafo, nanso yɛma nnipa pii yɛ adefo; wobu yɛn sɛ nnipa a wonni hwee, nanso yɛwɔ nneɛma nyinaa.+
11 Korintofo, yɛabue yɛn ano akasa akyerɛ mo,* na yɛabue yɛn komam kɛse. 12 Yɛn de, yɛada yɛn dɔ nyinaa adi akyerɛ mo,*+ nanso mo de, monnaa mo dɔ nyinaa adi nkyerɛɛ yɛn. 13 Enti mekasa kyerɛ mo sɛ me mma. Sɛnea yɛayɛ ama mo no, mo nso, mummue mo komam kɛse.*+
14 Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua* koro.+ Na ayɔnkofa bɛn na trenee ne bɔne* wɔ?+ Anaa kyɛfa bɛn na hann ne sum wɔ?+ 15 Afei nso, abusuabɔ bɛn na Kristo ne Belial* wɔ?+ Anaasɛ dɛn na gyidini* ne nea onnye nni wɔ yɛ?*+ 16 Na baakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ?+ Efisɛ yɛyɛ Onyankopɔn teasefo no asɔrefi,+ sɛnea Onyankopɔn kae no. Ɔkae sɛ: “Mɛtena wɔn mu,+ na manantew wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man.”+ 17 “‘Enti mumfi wɔn mu, na montwe mo ho,’ Yehowa* asɛm ni, ‘na munnyae sɛ mode mo nsa ka nea ɛho ntew no’”;+ “‘na megye mo.’”+ 18 “‘Na mɛyɛ mo agya,+ na mo nso mobɛyɛ me mma mmarima ne me mma mmea,’+ ade nyinaa so Tumfo Yehowa* na waka.”
7 Adɔfo, esiane sɛ yɛwɔ bɔhyɛ ahorow yi+ nti, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho,+ na yɛn ahotew adi mu wɔ Onyankopɔn suro mu.
2 Mummue mo komam mma yɛn.+ Yɛnyɛɛ obiara bɔne, yɛnsɛee obiara, yɛmpɛɛ obiara ho mfaso.*+ 3 Ɛnyɛ sɛ mereka eyi de abu mo fɔ. Efisɛ maka dedaw sɛ moda yɛn koma so, na yɛne mo bewu na yɛne mo atena nkwa mu. 4 Mitumi de ahotoso kɛse ne mo kasa. Mede mo hoahoa me ho pii. Awerɛkyekye ahyɛ me ma; m’anigye aboro so wɔ yɛn amanehunu nyinaa mu.+
5 Nokwasɛm ne sɛ, bere a yɛbaa Makedonia no,+ yɛn nipadua* anhome, na mmom yɛkɔɔ so huu amane wɔ akwan nyinaa mu; ná ntɔkwaw atwa yɛn ho ahyia, ɛnna ehu nso wɔ yɛn mu. 6 Nanso Onyankopɔn a ɔkyekye wɔn a wɔayɛ mmɔbɔ* werɛ+ no, ɔnam ba a Tito bae no so kyekyee yɛn werɛ. 7 Nso ɛnyɛ ba a ɔbae no nko ara na ɛkyekyee yɛn werɛ, na mmom awerɛkyekye a mo nti onyae no nso ntia, efisɛ ɔbɛka kyerɛɛ yɛn sɛ mo ani agyina me,* mo werɛ ahow yiye, na mudwen me ho paa. Ɛno nti, m’ani gye boroo so.
8 Na sɛ me krataa no maa mo werɛ howee mpo a,+ minnuu me ho. Sɛ mfiase no minuu me ho mpo a (efisɛ krataa no maa mo werɛ howee, ɛwom sɛ na ɛyɛ bere tiaa bi), 9 seesei de, m’ani agye. Ɛnyɛ mo werɛ a ɛhowee kɛkɛ no ntia, na mmom adwensakra a mo awerɛhow no ma munyae no ntia. Efisɛ awerɛhow a mudii no, ɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nti asɛmmɔne biara rento mo. 10 Sɛ obi di awerɛhow sɛnea Onyankopɔn pɛ a, ɛma ɔsakra n’adwene nya nkwa,+ na ɛnyɛ ne yaw sɛ ɔsakraa n’adwene. Na sɛ obi di awerɛhow sɛnea nnipa a wɔwɔ wiase yɛ no a, ɛde owu na ɛba. 11 Mo werɛ a ɛhowee sɛnea Onyankopɔn pɛ no nti, hwɛ sɛnea mokekaa mo ho. Eyii asodi fii mo so, ɛde abufuw bae, ɛde ehu bae, ɛde anigyina bae, ɛde nsiyɛ bae, na esiesiee mfomso!+ Akwan nyinaa mu, modaa mo ho adi sɛ mo ho tew* asɛm yi mu. 12 Ɛwom sɛ mekyerɛw mo de, nanso ɛnyɛ nea ɔyɛɛ bɔne no+ anaa nea wɔyɛɛ no bɔne no nti na mekyerɛwee, na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a mmɔden a mobɔ wɔ yɛn ho no bɛda adi wɔ mo mu wɔ Onyankopɔn anim. 13 Eyi nti na yɛn werɛ akyekye no.
Yɛde awerɛkyekye a yenyae no to nkyɛn a, nea ɛmaa yɛn ani gye boroo so koraa ne Tito anigye no, efisɛ mo nyinaa maa ne koma tɔɔ ne yam.* 14 Na sɛ mede mo hoahoaa me ho kyerɛɛ no a, m’ani anwu, efisɛ sɛnea nsɛm a yɛka kyerɛɛ mo nyinaa yɛ nokware no, saa ara na hoa a yɛde mo hoahoaa yɛn ho wɔ Tito anim no nso ayɛ nokware. 15 Bio nso, sɛ ɔkae osetie a mo nyinaa yɛe,+ ne sɛnea mode osuro ne ahopopo gyee no no a, ɛma ɔdɔ a ɔwɔ ma mo no yɛ kɛse. 16 M’ani agye, efisɛ ade nyinaa mu mewɔ mo mu awerɛhyem.*
8 Afei anuanom, yɛpɛ sɛ muhu adom a Onyankopɔn de adom asafo ahorow a ɛwɔ Makedonia no.+ 2 Bere a wɔrehu amane wɔ sɔhwɛ kɛse mu no, wɔn anigye mmoroso ne wɔn hia buruburoo no maa wɔn ayamye yɛɛ kɛse.* 3 Efisɛ wɔyɛɛ nea wɔn ahoɔden betumi nyinaa.+ Yiw, me ara midi adanse sɛ wɔyɛɛ nea ɛboro wɔn ahoɔden so mpo.+ 4 Na wɔn ankasa fi wɔn pɛ mu srɛɛ yɛn ara sɛ, yɛmma wɔn hokwan mma wonyi wɔn yam mfa nea wɔwɔ mmra, sɛnea ɛbɛyɛ a mmoa* a yɛde boa akronkronfo a wɔakɔ ahokyere mu no, wɔn nso bɛboa bi.+ 5 Nea na yɛn ani da so sɛ wɔbɛyɛ no, wɔyɛ boroo saa koraa. Efisɛ wɔnam Onyankopɔn pɛ so dii kan de wɔn ho maa Awurade ne yɛn. 6 Enti yɛhyɛɛ Tito+ nkuran sɛ, sɛnea ofii adwuma yi ase wɔ mo mu no, ɔnsan nhwɛ nnyigye nea mufi ayamye mu de rema no nwie. 7 Ne nyinaa mu no, mowɔ ade nyinaa ma ɛboro so: gyidi mu oo, kasa mu oo, nimdeɛ mu oo, mmɔdenbɔ nyinaa mu oo, ɔdɔ a yɛde dɔ mo mu oo, mowɔ ma ɛboro so. Saa ara na nea moreyi mo yam de ama yi nso, monyɛ mma ɛmmoro so.+
8 Ɛnyɛ sɛ mereka eyi de ahyɛ mo, na mmom mereka, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu mmɔden a ebinom rebɔ, na mahu sɛnea mo dɔ di mu fa. 9 Na munim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no. Ɛne sɛ, na ɔyɛ ɔdefo, nanso mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani,+ na monam ne hia so ayɛ adefo.
10 M’adwene wɔ eyi ho ne sɛ:+ Sɛ moyɛ nea mereka yi a, ɛbɛboa mo. Efisɛ afe ni na mo ara mufii ase sɛ moreyɛ, na na mo ani abere paa sɛ mobɛyɛ nso. 11 Enti seesei, nea mufii ase sɛ moreyɛ no, monyɛ nwie. Sɛnea na moayɛ krado sɛ mobɛyɛ no, monhwɛ nea mowɔ ho na momfa saa ahokeka no ara nwie. 12 Na sɛ obi koma ka no sɛ onyi bi mma a, nea ɛsɔ ani ne sɛ ɔde nea ɔwɔ bɛma,+ na ɛnyɛ nea onni. 13 Na mempɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw ma ebinom na mo de, ɛyɛ den ma mo; 14 na mmom mepɛ sɛ biribiara kyɛ pɛpɛɛpɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a nea moanya aboro so seesei no bɛma wɔanya nea wohia, na nea wɔn nso anya aboro so no ama moanya nea muhia. Ɛno bɛma biribiara akyɛ pɛpɛɛpɛ. 15 Saa na wɔakyerɛw sɛ: “Onipa a ɔwɔ pii no annya ammoro so, na onipa a ɔwɔ ketewaa bi no nso, anhia no ammoro so.”+
16 Afei aseda nka Onyankopɔn sɛ ɔde ahyɛ Tito komam sɛ onnwen mo ho sɛnea yedwen mo ho no,+ 17 efisɛ nkuranhyɛ a yɛde maa no no, watie no aso pa mu. Na esiane sɛ n’ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ nea yɛkae no nti, ɔno ara fi ne pɛ mu reba mo nkyɛn. 18 Nanso yɛresoma onua a asɛmpa a ɔka no nti, asafo ahorow no nyinaa kamfo no no aka ne ho. 19 Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom asafo ahorow no ayi no sɛ ɔnka yɛn ho na yɛmfa akyɛde a wɔayi wɔn yam de ama yi nkɔ mmeaemmeae mfa nhyɛ Awurade anuonyam, na yɛmfa nkyerɛ sɛ yɛayɛ krado sɛ yɛbɛboa. 20 Eyi remma obiara nnya yɛn ho asɛm nka wɔ sɛnea yɛkyekyɛ ntoboa a wɔayi wɔn yam de aba no ho.+ 21 Na yɛde ‘nokwaredi yɛ biribiara; ɛnyɛ Yehowa* anim nko na yɛyɛ saa, na mmom nnipa anim nso.’+
22 Bio nso, yɛresoma yɛn nua baako aka wɔn ho. Yɛasɔ no ahwɛ ahu sɛ ɔbɔ mmɔden wɔ nneɛma pii mu, na seesei, mo mu awerɛhyem kɛse a ɔwɔ nti, ne mmɔdenbɔ no ayɛ kɛse paa. 23 Sɛ mowɔ Tito ho asɛm bi a, nea mɛka ne sɛ, ɔyɛ obi a ɔka me ho a me ne no yɛ adwuma boa mo. Na sɛ yɛn nuanom no nso na mowɔ wɔn ho asɛm a, nea mɛka ne sɛ, wɔyɛ asafo ahorow no asomafo ne Kristo anuonyam. 24 Enti monna mo dɔ adi nkyerɛ wɔn,+ na momma asafo ahorow no nhu nea enti a yɛde mo hoahoaa yɛn ho no.
9 Na ɔsom a yɛde boa akronkronfo no+ de, ɛho nhia sɛ mekyerɛw ho asɛm brɛ mo, 2 efisɛ minim sɛ moayɛ krado, na ɛno nti mede mo hoahoa me ho kyerɛ Makedoniafo. Maka akyerɛ wɔn sɛ, afe ni na Akaiafo yɛɛ krado sɛ wɔbɛboa, na mo ahokeka no akanyan wɔn mu dodow no ara. 3 Nanso meresoma anuanom no, sɛnea ɛbɛyɛ a, hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho sɛ mopɛ sɛ moboa no renyɛ kwa, na ɛbɛma moayɛ krado sɛ mobɛboa, sɛnea mekae sɛ mobɛyɛ no ara. 4 Anyɛ saa na sɛ Makedoniafo ne me ba, na wɔbɛto sɛ monyɛɛ krado a, ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛn ani bewu sɛ yenyaa mo mu awerɛhyem; mo nso mo ani bewu bi. 5 Enti mihui sɛ ɛho hia sɛ mehyɛ anuanom no nkuran ma wodi kan ba mo nkyɛn, na ama moapɛ akyɛde a muyii mo yam hyɛɛ ho bɔ no ato hɔ. Ɛba saa a, yɛbɛba no, na akyɛde no wɔ hɔ dedaw. Ɛno bɛkyerɛ sɛ mo ara na muyii mo yam de mae, na ɛnyɛ sɛ yɛhyɛɛ mo.
6 Asɛm no ara ne sɛ, obiara a ogu no pɛpɛe so no, obetwa no pɛpɛe so, na obiara a ogu pii no, obetwa pii.+ 7 Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so,+ efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔde anigye kyɛ ade.+
8 Bio nso, Onyankopɔn betumi ama n’adom nyinaa abu so ama mo, sɛnea ɛbɛyɛ a bere nyinaa mubenya nea ɛbɛso mo wɔ biribiara mu, na moanya pii nso de ayɛ adwuma pa biara.+ 9 (Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Wakyɛ ade pii;* wama ahiafo ade. Ne trenee wɔ hɔ daa.”+ 10 Na Nea ɔma ogufo nya aba pii, na ɔma nkurɔfo paanoo di no, ɔbɛma aba a mugu no adɔɔso, na wama moatwa mo trenee so aba bebree.) 11 Biribiara mu, munya mo ho na ama moayɛ adɔe wɔ akwan nyinaa so, na ɛnam yɛn so ama Onyankopɔn anya aseda; 12 efisɛ ɔsom a yɛde boa nkurɔfo yi, ɛnyɛ akronkronfo nko ara na ɛma wonya nea wohia biara,+ na mmom ɛma nnipa nya nneɛma pii a wobegyina so de aseda bebree ama Onyankopɔn. 13 Mmoa* a yɛde boa wɔn a wɔakɔ ahokyere mu no ma wonya adanse de hyɛ Onyankopɔn anuonyam. Efisɛ sɛnea moboa nkurɔfo no kyerɛ sɛ mo ankasa de asɛmpa a moka fa Kristo ho no bɔ mo bra. Ɛnyɛ ɛno nko. Mmom mosan yi mo yam de mo ntoboa kɔma wɔn ne obiara.+ 14 Na wɔbɔ mpae* ma mo de kyerɛ sɛ wɔdɔ mo, esiane Onyankopɔn adom a ɛboro so wɔ mo so no nti.
15 Aseda nka Onyankopɔn wɔ n’akyɛde a ɛso bi nni no ho.
10 Afei, me Paul, mede odwo a Kristo wɔ ne n’ayamye+ resrɛ mo. Sɛ mewɔ mo nkyɛn a, menyɛ onipa titiriw biara,+ nanso minni hɔ a, meyɛ ɔkokodurufo ma mo.+ 2 Meresrɛ, na sɛ meba a, mamfa akokoduru amma sɛnea mehwɛ kwan no, na mankasa anibere so ankyerɛ wɔn a wobu yɛn sɛ yɛnantew ɔhonam mu no. 3 Na yɛnam ɔhonam mu de, nanso yɛnkɔ ɔko wɔ ɔhonam mu. 4 Efisɛ akode a yɛde kɔ ɔko no nyɛ ɔhonam mu de,+ nanso Onyankopɔn ma ɛyɛ den,+ na yetumi de tutu nneɛma a ase atim denneennen* no gu. 5 Na yɛretutu nsusuwii ne biribiara a ayɛ osiakwan a ɛmma nkurɔfo nnya Onyankopɔn ho nimdeɛ no agu,+ na yɛde nsusuwii nyinaa ayɛ nkoa sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛyɛ osetie ama Kristo; 6 na yɛayɛ krado sɛ, sɛ munya yɛ osetie wie* ara pɛ, yɛde asotwe bɛma obiara a ɔbɛyɛ asoɔden no.+
7 Mohwɛ nneɛma aniani. Sɛ obi gye ne ho di sɛ ɔyɛ Kristo dea a, ɛnde ma ɔnsan nsusuw nokwasɛm yi ho: Sɛnea ɔyɛ Kristo dea no, saa ara na yɛn nso yɛyɛ Kristo dea. 8 Awurade ama yɛn tumi sɛ yɛmfa nhyɛ mo den, na ɛnyɛ sɛ yɛmfa mmu mo abam.+ Sɛ mede saa tumi no hoahoa me ho boro so kakra mpo a, m’ani renwu. 9 Na mempɛ sɛ ɛyɛ te sɛ nea mede me nkrataa no rehunahuna mo. 10 Na wɔka sɛ: “Ne nkrataa mu nsɛm mu yɛ duru na tumi wom, nanso sɛ ɔno ara wɔ ha a, ɔyɛ mmerɛw, na mfaso biara nni ne nsɛm a ɔka so.” 11 Ma saa onipa no nhu sɛ, sɛ yenni mo nkyɛn a, nea yɛka wɔ krataa mu no, ɛno ara na sɛ yɛwɔ mo nkyɛn a, yɛbɛyɛ.*+ 12 Na yɛmpɛ sɛ yɛkan yɛn ho fra wɔn a wɔkamfo wɔn ho no, na yɛmpɛ sɛ yɛde yɛn ho toto wɔn ho koraa.+ Saa nkurɔfo no de wɔn ho ayɛ susudua; obiara de ne ho susuw ne yɔnko, na obiara de ne ho toto ne yɔnko ho. Nea wɔyɛ no kyerɛ sɛ wonni ntease.+
13 Nanso yɛn de, yɛrenhoahoa yɛn ho ntra ɔhye a wɔde ama yɛn no, na mmom, yɛbɛhoahoa yɛn ho wɔ ɔhye a Onyankopɔn asusuw ama yɛn no* mu, na ɛba ara besi mo so.+ 14 Nokwarem no, ɛnyɛ sɛ yɛretwe yɛn mu atra so te sɛ nea gyama yɛannu mo nkyɛn no. Efisɛ yɛn na yedii kan de Kristo ho asɛmpa no bae ara beduu baabi a mowɔ no.+ 15 Daabi, ɛnyɛ sɛ yɛrehoahoa yɛn ho atra ɔhye a wɔde ama yɛn no akɔ obi adwuma mu. Mmom yɛn ani da so sɛ, bere a mo gyidi reyɛ kɛse no, nea yɛayɛ no bɛyɛ kɛse wɔ yɛn asaasesin mu. Ɛno ansa na yebetumi ayɛ bi aka ho, 16 na yɛakɔka asɛmpa no akyerɛ aman foforo wɔ mo akyi noho, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa nea obi ayɛ wɔ n’asaasesin mu nhoahoa yɛn ho. 17 “Na nea ɔhoahoa ne ho no, ma ɔnhoahoa ne ho Yehowa* mu.”+ 18 Efisɛ ɛnyɛ nea ɔkamfo ne ho na ɔfata,+ na mmom nea Yehowa* kamfo no no,+ ɔno na ɔfata.
11 Mereyɛ m’ade te sɛ obi a onni adwene, nanso mepɛ sɛ mote me ase. Na ampa ara nso, moate me ase! 2 Na metwe mo ho ninkunu te sɛ Onyankopɔn,* efisɛ mahyɛ bɔ sɛ mede mo bɛma ɔbarima baako aware, na mede mo bɛma Kristo sɛ ɔbaabun a efĩ nkaa no.+ 3 Nanso misuro sɛ ɔkwan bi so no, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew daadaa Hawa no,+ saa ara na mo nso, wɔbɛsɛe mo adwene afi nokwaredi ne kronkronyɛ* a ɛfata Kristo no ho.+ 4 Na sɛ obi ba bɛka Yesu foforo bi ho asɛm wɔ nea yɛkaa ne ho asɛm no akyi, anaasɛ munya honhom foforo bi wɔ nea munyae no akyi, anaa asɛmpa foforo wɔ nea mugyei no akyi+ a, mugye saa onipa no tom ntɛm so. 5 Na mahu sɛ wɔn a mokyerɛ sɛ wɔyɛ asomafo ahotefo no, biribiara nni hɔ a wɔde kyɛn me.+ 6 Na sɛ m’ano ntewee wɔ ɔkasa mu+ mpo a, nimdeɛ de, mewɔ bi. Nokwasɛm ne sɛ, yɛma muhuu eyi wɔ akwan nyinaa mu ne biribiara mu.
7 Adɛn, meyɛɛ bɔne sɛ mebrɛɛ me ho ase sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma mo so? Anaa meyɛɛ bɔne sɛ mede anigye kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo kwa?+ 8 Asafo afoforo nneɛma na mefomee,* kyerɛ sɛ, migyee nneɛma* fii wɔn hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a metumi asom mo.+ 9 Na bere a mewɔ mo nkyɛn a ehiaa me no, manyɛ obiara so adesoa, efisɛ anuanom a wofi Makedonia bae no maa me nea mihia ma ɛboroo so.+ Yiw, mehwɛe sɛ merenyɛ mo so adesoa wɔ biribiara mu, na mɛkɔ so ayɛ saa ara.+ 10 Bere tenten a Kristo nokware no wɔ me mu de, merennyae m’ahohoahoa yi+ wɔ Akaia nsaase so da. 11 Adɛn ntia? Mennɔ mo nti anaa? Onyankopɔn nim sɛ medɔ mo.
12 Na nea mereyɛ no, mɛkɔ so ayɛ,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔrepɛ biribi agyina so ne yɛn ayɛ pɛ no rennya nea wobegyina so ahoahoa wɔn ho wɔ nneɛma* a wɔde hoahoa wɔn ho no mu. 13 Na saa nnipa no yɛ asomafo atorofo, adwumayɛfo nkontompofo a wɔyɛ wɔn ho sɛ Kristo asomafo.+ 14 Na ɛnyɛ nwonwa, efisɛ Satan mpo kɔ so ara yɛ ne ho sɛ hann bɔfo.+ 15 Enti sɛ n’asomfo nso yɛ wɔn ho sɛ trenee asomfo a, ɛnyɛ biribi a ɛyɛ nwonwa. Nanso ebewie wɔn sɛnea wɔn nnwuma te.+
16 Meka bio sɛ: Mma obiara nnsusuw sɛ minni adwene. Sɛ mususuw saa mpo a, mo de, momfa me sɛ obi a onni adwene, sɛnea ɛbɛyɛ a me nso mɛhoahoa me ho kakra. 17 Nea meka no seesei no, ɛnyɛ Awurade na meresuasua no aka, na mmom mereka no te sɛ obi a ogye ne ho di a ɔhoahoa ne ho a onni adwene. 18 Esiane sɛ nnipa pii hoahoa wɔn ho wɔ ɔhonam mu* nti, me nso mɛhoahoa me ho bi. 19 Esiane sɛ “munim nyansa” nti, mode anigye gye wɔn a wonni adwene. 20 Nokwasɛm ne sɛ, obiara a ɔde mo yɛ nkoa, obiara a odidi mo ho, obiara a ohwim mo nneɛma, obiara a ɔma ne ho so wɔ mo so, ne obiara a ɔbɔ mo ani so no, mugye no tom.
21 Meka eyi de hyɛ yɛn aniwu, efisɛ ɛte sɛ nea yɛyɛ mmerɛw.
Nanso sɛ ebinom de akokoduru yɛ biribi a, ɛnde mekasa sɛ obi a onni adwene: Me nso meyɛ m’ade akokoduru so. 22 Wɔyɛ Hebrifo anaa? Me nso meyɛ bi.+ Wɔyɛ Israelfo anaa? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefo* anaa? Me nso meyɛ bi.+ 23 Wɔyɛ Kristo asomfo anaa? Miyi ano te sɛ ɔbɔdamfo. Meyɛ Kristo somfo kyɛn so: Mayɛ adwumaden pii sen wɔn,+ mada afiase mpɛn pii sen wɔn,+ wɔahwe me mpɛn pii, na me ne owu abɔ mpunimpu mpɛn pii.+ 24 Mpɛn anum na Yudafo bɔɔ me mmaa. Emu biara, ɛkaa baako maa anka wɔbɔɔ me 40,+ 25 wɔde mmaa aboro me*+ mprɛnsa, wɔasiw me abo+ pɛnkoro, matena po so hyɛn mu ama abɔ+ mprɛnsa, madi ɛpo mfinimfini anadwo ne awia; 26 akwantu pii mu, nsubɔnten so asiane mu, akorɔmfo-werɛmfo mu asiane mu, me ara me manfo mu asiane mu,+ amanaman mu asiane mu,+ kurow mu asiane mu,+ wuram asiane mu, ɛpo so asiane mu, anuanom atorofo mu asiane mu, 27 adwuma ne ɔbrɛ mu. Mpɛn pii, meda a menna,+ ɔkɔm ne sukɔm dee me,+ mannya aduan anni mpɛn pii,+ awɔw dee me, na mannya ataade anhyɛ.*
28 Nneɛma a ɛbaa me so no da nkyɛn a, nea ɛhyɛ me so da biara da nso wɔ hɔ. Ɛno ne asafo no nyinaa ho adwinnwen.+ 29 Hena na ɔyɛ mmerɛw a menyɛ mmerɛw bi? Hena na wɔto no hintidua a ɛnhyɛ me abufuw?
30 Sɛ ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho a, nneɛma a ɛma me mmerɛwyɛ da adi na mede bɛhoahoa me ho. 31 Awurade Yesu Agya ne ne Nyankopɔn, Nea ɔfata ayeyi daa no, onim sɛ ɛnyɛ atoro na meredi. 32 Bere a mewɔ Damasko no, na amrado a ɔhyɛ Ɔhene Areta ase no rewɛn Damaskofo kurow no sɛnea ɛbɛyɛ a obenya me akyere me, 33 nanso wɔde me sii kɛntɛn mu faa mfɛnsere bi mu wɔ kurow no fasu ho, na wogyaagyaa me ma misii fam+ guanee, na ne nsa anka me.
12 Ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho. Mfaso nni so, nanso merebɛka anisoadehu+ ne oyikyerɛ a efi Awurade hɔ+ ho asɛm. 2 Minim onipa bi wɔ Kristo mu a mfe 14 ni wohwim no kɔɔ ɔsoro a ɛto so abiɛsa. Sɛ ɛyɛ ɔhonam mu oo, sɛ ɛnyɛ ɔhonam mu oo, minnim; Onyankopɔn na onim. 3 Yiw, minim saa onipa no. Sɛ ɛyɛ ɔhonam mu oo, sɛ ɛnyɛ ɔhonam oo, minnim; Onyankopɔn na onim. 4 Wohwim no kɔɔ paradise, na ɔtee nsɛm a wontumi nka, a mmara mma kwan sɛ onipa bɛka. 5 Onipa a ɔte saa na mede no bɛhoahoa me ho, na m’ankasa de, merenhoahoa me ho, gye me mmerɛwyɛ na mede bɛhoahoa me ho. 6 Na sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho mpo a, ɛno nkyerɛ sɛ minni adwene, efisɛ nea mɛka no yɛ nokware. Nanso merenhoahoa me ho, na amma obi ammu me ankyɛn nea ohu wɔ me ho anaa nea ɔte fi me hɔ 7 esiane oyikyerɛ a ɛyɛ nwonwa a minya nti.
Nea ɛbɛyɛ a meremma me ho so mmoro so nti, wɔama me ɔhonam mu nsɔe,+ Satan bɔfo, sɛ ɔnkɔ so mpaapae m’asom* na mamma me ho so ammoro so. 8 Mesrɛɛ Awurade mprɛnsa wɔ ho, sɛ emfi me so. 9 Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ: “M’adom dɔɔso ma wo, efisɛ mmerɛwyɛ mu na me tumi wie pɛyɛ.”*+ Enti mede anigye kɛse bɛhoahoa me ho wɔ me mmerɛwyɛ ho mmom, sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo ahoɔden bɛtena me so sɛ ntamadan. 10 Ɛno nti, mmerɛwyɛ ne adapaatwa ne ohia ne tan a nkurɔfo tan m’ani ne ahokyere a Kristo nti mihyia no yɛ anigyesɛm ma me. Efisɛ meyɛ mmerɛw a, ɛno mmom na minya ahoɔden.+
11 Mayɛ obi a onni adwene. Mo na moama mayɛ saa, efisɛ ɛsɛ sɛ anka mokamfo me. Na sɛ mensɛ hwee mpo a, wɔn a mokyerɛ sɛ wɔyɛ asomafo ahotefo no, biribiara nni hɔ a wɔde kyɛn me.+ 12 Mo ara muhuu nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ meyɛ ɔsomafo no. Muhuu animia kɛse+ ne nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne ahoɔden nnwuma*+ no. 13 Ɛyɛɛ dɛn na asafo ahorow no nyaa hokwan bi a mo de moannya bi? Ɛno ara ne sɛ, manyɛ adesoa amma mo.+ Mesrɛ mo, momfa mfomso yi nkyɛ me.
14 Hwɛ! Eyi ne ne mprɛnsa so a mayɛ krado sɛ mereba mo nkyɛn, na merenyɛ mo so adesoa. Na ɛnyɛ mo ahode na merehwehwɛ,+ na mmom mo na merehwehwɛ mo. Efisɛ ɛnyɛ mma+ na ɛsɛ sɛ wɔpɛ ade gu hɔ ma wɔn awofo, na mmom awofo na ɛsɛ sɛ wɔpɛ ade gu hɔ ma wɔn mma. 15 Na me de, mede anigye kɛse de nea mewɔ nyinaa bɛma, na mede me ho ama mo* korakora.+ Sɛnea medɔ mo boro so yi, ɛnsɛ sɛ mo nso modɔ me saa ara bi anaa? 16 Ne nyinaa mu no, manyɛ mo so adesoa.+ Nanso moka sɛ mede “nyansakwan” ne “nnɛɛdɛɛ” na enyaa mo. 17 Wɔn a mesomaa wɔn mo nkyɛn no, menam wɔn mu bi so didii mo ho anaa? 18 Mesrɛɛ Tito, na mesomaa onua no kaa ne ho. Tito didii mo ho anaa? Daabida.+ Ɛnyɛ honhom koro no ara mu na yɛnantewee? Ɛnyɛ anammɔn koro no ara na yetui?
19 Saa bere yi nyinaa, na mo adwene yɛ mo sɛ yɛreyi yɛn ano akyerɛ mo anaa? Onyankopɔn anim na yɛkasa wɔ Kristo mu. Nanso adɔfo, hyɛ a yɛpɛ sɛ yɛhyɛ mo den nti na yɛyɛ biribiara. 20 Na misuro sɛ, sɛ meba a, ebia meremmɛto mo sɛnea mepɛ, na me nso, morenhu me sɛnea mopɛ. Mmom anhwɛ a nea mɛba abɛto so ne mansotwe, ahoɔyaw, abufuw, twe-ma-mentwe, anoɔyaw, huhuhuhu,* ahomaso, ne sakasaka. 21 Ebia mesan ba mo nkyɛn a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase wɔ mo anim. Na wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔnsakraa wɔn adwene wɔ wɔn bra fĩ,* ne wɔn aguamammɔ,* ne wɔn ahohwisɛm* ho no, ebia medi wɔn mu pii ho awerɛhow.
13 Eyi ne ne mprɛnsa so a mereba mo nkyɛn. “Ɛsɛ sɛ asɛm biara gyina adansefo baanu anaa baasa adanse* so.”+ 2 Ɛwom sɛ seesei minni hɔ de, nanso ɛte sɛ nea mewɔ mo nkyɛn ne mprenu so. Meredi kan abɔ wɔn a wɔayɛ bɔne, ne wɔn a aka no nyinaa kɔkɔ sɛ, sɛ mesan ba bio a, merenhu wɔn mmɔbɔ, 3 efisɛ morehwehwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Kristo nam me so kasa ampa, Kristo a ɔnyɛ mmerɛw wɔ mo fam, na mmom ɔwɔ tumi wɔ mo mu no. 4 Ampa, wɔbɔɔ no asɛndua mu esiane mmerɛwyɛ nti, nanso Onyankopɔn tumi nti, ɔte ase.+ Ɛyɛ ampa nso sɛ, yɛyɛ mmerɛw te sɛ nea na ɔyɛ mmerɛw no, nanso tumi a mo nti Onyankopɔn da no adi+ no nti, yɛne no bɛtena ase.+
5 Monkɔ so nsɔ nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa; monkɔ so nhwehwɛ* mo mu nhwɛ sɛnea mote ankasa.+ Anaa munnye ntom sɛ Yesu Kristo wɔ mo mu? Gye sɛ ebia momfata. 6 M’ani da so paa sɛ mubehu sɛ yɛyɛ nnipa a yɛfata.
7 Afei yɛbɔ Onyankopɔn mpae na moanyɛ bɔne biara. Ɛnyɛ sɛ yɛpɛ sɛ nkurɔfo hu yɛn sɛ yɛfata ntia, na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ nkurɔfo hu yɛn sɛ yɛmfata mpo a, mo de, mobɛyɛ adepa. 8 Yɛrentumi nyɛ biribiara ntia nokware no, na mmom, nea yɛyɛ biara, yɛyɛ ma nokware no. 9 Bere biara a yɛbɛyɛ mmerɛw na moayɛ den no, yɛn ani gye yiye. Na eyi ne nea yɛbɔ ho mpae, sɛ wɔbɛkɔ so agye mo asi yiye. 10 Ɛno nti na bere a minni mo nkyɛn yi, merekyerɛw eyinom abrɛ mo no, sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ meba a, tumi a Awurade de ama me no, meremfa nni dwuma denneennen.+ Efisɛ ɔde maa me sɛ memfa nhyɛ mo den, na ɛnyɛ sɛ memfa mmu mo abam.
11 Ne korakora no, anuanom, monkɔ so nni ahurusi, momma wonnye mo nsi yiye, momma wɔnkyekye mo werɛ,+ munnya adwenkoro,+ montena asomdwoe mu.+ Na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn+ no ne mo bɛtena. 12 Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho. 13 Akronkronfo no nyinaa kyiakyia mo.
14 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom ne Onyankopɔn dɔ ne honhom kronkron a ɛreboa mo no nka mo nyinaa.
Anaa “ɔhyɛ yɛn nkuran.”
Anaa “sɔhwɛ.”
Anaa “amanehunu.”
Anaa “tiboa.”
Ebetumi nso akyerɛ, “nea munim dedaw.”
Nt., “akosi awiei.”
Ebetumi nso akyerɛ, “sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya mfaso mprenu.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Silas no.
Anaa “sika a wɔde to biribi ase (ntoase); nea ɛbɛba akyiri yi ho anohoba (bɔhyɛ).”
Anaa “me kra.”
Anaa “ammene no.”
Anaa “rennaadaa yɛn.”
Anaa “n’adwene; ne nsusuwii.”
Nt., “me honhom annya ahotɔ.”
Anaa “ehua.”
Anaa “yɛntɔn Onyankopɔn asɛm; yɛmfa Onyankopɔn asɛm mpɛ mfaso.”
Anaa “wɔakurukyerɛw.”
Anaa “adwene ano kumii.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Ebetumi nso akyerɛ, “sɛnea Yehowa honhom.”
Nt., “nnipa ahonim; nnipa tiboa.”
Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nkuku ne nhina.”
Ebetumi nso akyerɛ, “yɛmpa abaw.”
Anaa “sɔhwɛ.”
Nt., “anuonyam a emu yɛ duru.”
Anaa “tenabea.”
Anaa “yɛbɛhyɛ yɛn tenabea.”
Anaa “yɛn soro tenabea.”
Anaa “sika a wɔde to biribi ase (ntoase); nea ɛbɛba akyiri yi ho anohoba (bɔhyɛ).”
Anaa “wɔda yɛn nyinaa adi.”
Anaa “wɔada yɛn adi akyerɛ Onyankopɔn.”
Anaa “tiboa.”
Anaa “wɔada yɛn adi nso akyerɛ mo ahonim.”
Anaa “ɔhene ananmusifo.”
Anaa “bɔne ho afɔre.”
Anaa “ayɛ Onyankopɔn trenee.”
Anaa “abodwokyɛre.”
Ebia ɛno na wɔde ko.
Ebia ɛno na wɔde bɔ wɔn ho ban.
Anaa “yɛfata owu.”
Anaa “wɔateɛ yɛn so.”
Anaa “yɛaka nea ɛsɛ sɛ yɛka biara akyerɛ mo.”
Anaa “yensiw mo kwan yɛn komam.”
Anaa “mo nso montrɛw mo komam.”
Greek asɛmfua a wɔde yɛɛ adwuma wɔ ha no, ɛkyerɛ sɛ, wɔn a wɔretwe kɔndua no, wɔn ahoɔden ne wɔn tenten nyɛ pɛ.
Anaa “mmarato.”
Efi Hebri asɛmfua bi mu. Ɛkyerɛ “Obi a Ne So Nni Mfaso Biara.” Wɔde ka Satan ho asɛm.
Anaa “ɔnokwafo.”
Anaa “kyɛfa bɛn na gyidini ne nea onnye nni wɔ?”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “yennidii obiara ho.”
Nt., “honam.”
Anaa “wɔabotow.”
Nt., “mobɔ me ho mmɔden.”
Anaa “mo abrabɔ ho tew; asɛm biara nni mo ho.”
Nt., “ne honhom ho dwoo no.”
Ebetumi nso akyerɛ, “mo nti mewɔ akokoduru.”
Anaa “boroo so.”
Anaa “ɔsom adwuma.”
Hwɛ Nkh. A5.
Anaa “Wayi ne yam akyɛ ade.”
Anaa “Ɔsom adwuma.”
Anaa “wɔkotow srɛ.”
Anaa “agye ntini.”
Anaa “mo setie nya di mu.”
Nt., “ɛno ara na yɛbɛyɛ wɔ nneyɛe mu.”
Anaa “asusuw atwa ama yɛn no.”
Hwɛ Nkh. A5.
Hwɛ Nkh. A5.
Nt., “Onyankopɔn nnamyɛ.”
Anaa “ahotew.”
Nt., “miwiae.”
Anaa “mmoa.”
Anaa “dibea.”
Kyerɛ sɛ, nnipa fam.
Nt., “aba.”
Anaa “wɔaka me mpire.”
Nt., “medaa adagyaw.”
Anaa “mmobɔ me.”
Anaa “di mu.”
Anaa “ahoɔdenne.”
Anaa “mo kra.”
Anaa “nseku; nkɔnkɔnsa.”
Anaa “afide.”
Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “aniwude.” Efi Greek asɛmfua a·sel′gei·a mu. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “ano.”
Anaa “mpɛɛpɛɛ.”