1 Samuel
18 Ɛbaa sɛ ɔne Saul kasa wieeɛ ara pɛ, Yonatan+ kra fam Dawid kra ho,+ na Yonatan dɔɔ no sɛ ɔno ara ne kra.+ 2 Ɛnna Saul faa no saa da no, na wamma no ansan ankɔ ne papa fie.+ 3 Na Yonatan ne Dawid yɛɛ apam,+ ɛfiri sɛ ɔdɔɔ no sɛ ɔno ara ne kra.+ 4 Bio nso, Yonatan yii ne ngugusoɔ a ɛhyɛ no no maa Dawid, ne ne ntadeɛ a aka ne ne nkrantɛ ne n’agyan ne n’abɔsoɔ. 5 Na Dawid kokɔɔ ɔsa. Baabiara a Saul somaa no no, ɔde nyansa yɛɛ adeɛ,+ enti Saul de no too mmarima akofofoɔ no ano,+ na ɛsɔɔ ɔman no nyinaa ne Saul nkoa nso ani.
6 Sɛ Dawid kɔkunkum Filistifoɔ na wɔresan aba a, mmaa firi Israel nkuro nyinaa mu de nnwom+ ne asa ba bɛhyia Ɔhene Saul; wɔde mpintin+ ne ahurisie+ ne asankuwa. 7 Ná mmaa a wɔredi ahurisie no bɔ gye so sɛ:
“Saul akum n’apem,
Na Dawid akum ne pedu.”+
8 Na Saul bo fuu+ pii, ɛfiri sɛ asɛm yi anyɛ no abodwo, enti ɔkaa sɛ: “Wɔde ɔpedu ama Dawid, na me deɛ, wɔde apem na ama me, deɛ aka ara ne sɛ wɔde ahennie no bɛma no!”+ 9 Na ɛfiri da no rekorɔ, Saul nyaa Dawid ho adwemmɔne.+
10 Adeɛ kyeeɛ no,+ Onyankopɔn maa honhom bɔne baa Saul so,+ enti ɔyɛɛ sɛ odiyifoɔ+ wɔ fie hɔ; ná Dawid de ne nsa rebɔ sankuo+ sɛdeɛ ɔyɛ kane nna no, na na pea kura Saul nsam.+ 11 Na Saul too pea+ no, na ɔkaa sɛ: “Mɛwɔ Dawid afam dan ho!”+ nanso Dawid danee ne ho firii n’anim mprenu.+ 12 Na Saul suroo+ Dawid ɛfiri sɛ na Yehowa di n’akyi,+ nso Saul deɛ, na wafiri n’akyi.+ 13 Enti Saul yii no firii ne nkyɛn,+ na ɔsii no apem so panin, na ɔdii ɔman no anim kɔɔ ɔsa daa.+ 14 Dawid kɔɔ so de nyansa yɛɛ adeɛ+ n’akwan nyinaa mu, na Yehowa dii n’akyi.+ 15 Saul hunuu sɛ ɔde nyansa yɛ ne biribiara,+ na ɔsuroo no. 16 Na Israel ne Yuda nyinaa dɔɔ Dawid, ɛfiri sɛ ɔno na ɔde wɔn kɔɔ ɔsa.
17 Na Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Hwɛ, me babaa panin Merab+ nie. Ɔno na mede no bɛma wo awareɛ.+ Ɔkokoɔdurofoɔ ara na yɛ ma me, na ko ma Yehowa.”+ Saul deɛ, ɔkaa no ne tirim sɛ: “Meremfa me nsa nka no, Filistifoɔ na wɔn nsa bɛka no.”+ 18 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Hwan ne me, na me nkurɔfoɔ, me papa abusua yɛ deɛn wɔ Israel na mabɛyɛ ɔhene ase?”+ 19 Nanso berɛ duruu sɛ wɔde Saul babaa Merab bɛma Dawid no, na wɔde no ama Meholani+ Adriel+ aware dada.
20 Ná Saul babaa Mikal+ dɔ Dawid, na berɛ a wɔka kyerɛɛ Saul no, asɛm no yɛɛ no anigye. 21 Na Saul kaa sɛ: “Mede no bɛma no, na ayɛ no fidie,+ na Filistifoɔ de wɔn nsa aka no.” Enti Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Mede mmaa yi mu deɛ ɔtɔ so mmienu no bɛma wo na woabɛyɛ m’ase nnɛ.” 22 Afei nso Saul hyɛɛ ne nkoa sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Dawid kokoam sɛ: ‘Hwɛ! Ɔhene pɛ w’asɛm, na ne nkoa nyinaa dɔ wo. Enti bɛyɛ ɔhene ase.’” 23 Na Saul nkoa kaa nsɛm yi guu Dawid asom, nanso Dawid kaa sɛ: “Ɛyɛ ade ketewa mo ani so sɛ mɛyɛ ɔhene ase, me a meyɛ ohiani,+ na wɔmmu me hwee+ yi?” 24 Na Saul nkoa no kɔbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Nsɛm yi na Dawid kaeɛ.”
25 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Ɛnyɛ tiadeɛ+ bi na ɔhene pɛ, na mmom ɔnkɔtwa Filistifoɔ mmarima ɔha dua ano wedeɛ+ mmra, na ɔmfa nni ɔhene atamfo so werɛ.’”+ Nanso na Saul abɔ ne tirim sɛ ɔnam Filistifoɔ nsa so bɛma Dawid atɔ. 26 Enti ne nkoa no kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Dawid, na ɛyɛɛ Dawid fɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔhene ase.+ Nna no nnya nnuruiɛ no, 27 Dawid sɔreeɛ, na ɔne ne mmarima no siim kɔkunkum+ Filistifoɔ mmarima ahanu, na Dawid de wɔn dua ano wedeɛ+ baeɛ, na wɔkan maa no soeɛ, na ɔde maa ɔhene, na ɔbɛyɛɛ ɔhene ase. Na Saul de ne babaa Mikal maa no awareɛ.+ 28 Saul de n’ani too fam hunuu sɛ Yehowa di Dawid akyi.+ Na Saul babaa Mikal nso dɔɔ no.+ 29 Dawid nti Saul suroo pii, na Dawid bɛyɛɛ Saul tamfo daa.+
30 Ná Filistifoɔ akunini+ firi adi bɛko, na da biara a wɔbɛba no Dawid de nyansa yɛ adeɛ+ sene Saul nkoa nyinaa, na ne din yɛɛ kɛse sɛ.+