Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Berɛsosɛm Mu Nsɛntitire 2 BERƐSOSƐM EMU NSƐNTITIRE 1 Solomon srɛɛ nyansa (1-12) Solomon ahonyadeɛ (13-17) 2 Ahoboa a wɔyɛeɛ ansa na wɔresi asɔrefie no (1-18) 3 Solomon firii aseɛ sii asɔrefie no (1-7) Kronkron Mu Kronkronbea no (8-14) Kɔbere adum mmienu no (15-17) 4 Afɔrebukyia, ɛpo, ne asɛn no (1-6) Nkaneadua, apono, ne adihɔ a ɛwowɔ hɔ (7-11a) Wɔwiee asɔrefie no mu asiesie (11b-22) 5 Nhyehyɛeɛ a wɔyɛ de buee asɔrefie no ano (1-14) Wɔde Adaka no baa asɔrefie hɔ (2-10) 6 Solomon kasa kyerɛɛ ɔman no (1-11) Solomon mpaeɛ a ɔde buee asɔrefie no ano (12-42) 7 Yehowa animuonyam hyɛɛ asɔrefie no ma (1-3) Nneɛma a wɔyɛ de buee ɛdan no ano (4-10) Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon (11-22) 8 Solomon sisii adan foforɔ (1-11) Asɔrefie hɔ adwuma no, wɔtotoo ɛho biribiara (12-16) Solomon nyaa po so ahyɛn (17, 18) 9 Saba hemmaa bɛsraa Solomon (1-12) Solomon ahonyadeɛ (13-28) Solomon wui (29-31) 10 Israelfoɔ tee atua tiaa Rehoboam (1-19) 11 Rehoboam ahennie (1-12) Lewifoɔ anokwafoɔ bi kɔtenaa Yuda (13-17) Rehoboam abusua (18-23) 12 Sisak baa Yerusalem so (1-12) Rehoboam ahennie baa awieeɛ (13-16) 13 Yuda hene Abia ahennie (1-22) Abia dii Yeroboam so nkonim (3-20) 14 Abia wui (1) Yuda hene Asa ahennie (2-8) Asa dii Etiopiafoɔ 1,000,000 so nkonim (9-15) 15 Asa pagyaa Onyankopɔn som (1-19) 16 Asa ne Siria yɛɛ apam (1-6) Hanani kaa Asa anim (7-10) Asa wui (11-14) 17 Yuda hene Yehosafat ahennie (1-6) Wɔkɔkyinkyinii ɔman no mu kyerɛkyerɛeɛ (7-9) Yehosafat asraafoɔ bɛyɛɛ den (10-19) 18 Yehosafat ne Ahab yɛɛ apam (1-11) Mikaia hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛdi nkoguo (12-27) Wɔkum Ahab wɔ Ramot-Gilead (28-34) 19 Yehu kaa Yehosafat anim (1-3) Yehosafat pagyaa Onyankopɔn som (4-11) 20 Aman a ɛbɛn Yuda no hunahunaa wɔn (1-4) Yehosafat bɔɔ mpaeɛ hwehwɛɛ mmoa (5-13) Yehowa tiee mpaebɔ no (14-19) Ɔgyee Yuda anwanwakwan so (20-30) Yehosafat ahennie baa awieeɛ (31-37) 21 Yuda hene Yehoram ahennie (1-11) Elia twerɛɛ krataa kɔmaa ɔhene (12-15) Yehoram awieeɛ anyɛ fɛ (16-20) 22 Yuda hene Ahasia ahennie (1-9) Atalia gyee ahennie no kɛntɛn so (10-12) 23 Yehoiada de ne ho gyee mu maa wɔsii Yehoas hene (1-11) Wɔkum Atalia (12-15) Yehoiada pagyaa Onyankopɔn som (16-21) 24 Yehoas ahennie (1-3) Yehoas siesiee asɔrefie no (4-14) Yehoas bɛyɛɛ ɔwaefoɔ (15-22) Wɔkum Yehoas (23-27) 25 Yuda hene Amasia ahennie (1-4) Ɔne Edom kɔkoe (5-13) Amasia som abosom (14-16) Ɔne Israel hene Yehoas kɔkoe (17-24) Amasia wui (25-28) 26 Yuda hene Usia ahennie (1-5) Usia nyaa asraafoɔ pii na ɔyɛɛ den (6-15) Usia ahomasoɔ nti kwata yɛɛ no (16-21) Usia wui (22, 23) 27 Yuda hene Yotam ahennie (1-9) 28 Yuda hene Ahas ahennie (1-4) Siria ne Israel dii ne so nkonim (5-8) Oded bɔɔ Israel kɔkɔ (9-15) Ɔbrɛɛ Yuda ase (16-19) Ahas som abosom; ɔwui (20-27) 29 Yuda hene Hesekia ahennie (1, 2) Hesekia pagyaa Onyankopɔn som (3-11) Wɔtee asɔrefie no ho (12-19) Wɔsan firii asɔrefie hɔ nnwuma ase (20-36) 30 Hesekia dii Twam no (1-27) 31 Hesekia tuu abosonsom ase (1) Wɔde asɔfoɔ ne Lewifoɔ no kyɛfa maa wɔn (2-21) 32 Senaherib bɛhunahunaa Yerusalem (1-8) Senaherib buu Yehowa animtia (9-19) Ɔbɔfoɔ baako kum Asiria asraafoɔ (20-23) Yareɛ bɔɔ Hesekia; ɔmaa ne ho so (24-26) Nneɛma a Hesekia tumi yɛeɛ ne ne wuo (27-33) 33 Yuda hene Manase ahennie (1-9) Manase nuu ne ho wɔ ne bɔne ho (10-17) Manase wui (18-20) Yuda hene Amon ahennie (21-25) 34 Yuda hene Yosia ahennie (1, 2) Yosia pagyaa Onyankopɔn som (3-13) Wɔhuu Mmara nwoma no (14-21) Hulda hyɛɛ mmusuo ho nkɔm (22-28) Yosia kenkan nwoma no kyerɛɛ ɔman no (29-33) 35 Yosia yɛɛ nhyehyɛeɛ maa wɔdii Twam kɛseɛ (1-19) Farao Neko kum Yosia (20-27) 36 Yuda hene Yehoahas ahennie (1-3) Yuda hene Yehoiakim ahennie (4-8) Yuda hene Yehoiakin ahennie (9, 10) Yuda hene Sedekia ahennie (11-14) Wɔsɛee Yerusalem (15-21) Kores hyɛɛ mmara sɛ wɔnsan nsi asɔrefie no (22, 23)