Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • bi12 Adiyisɛm 1:1-22:21
  • Adiyisɛm

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adiyisɛm
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Adiyisɛm

Yohane Adiyisɛm

1 Yesu Kristo adiyie nsɛm+ a Onyankopɔn de maa no+ sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa+ nneɛma a ɛtwa sɛ ɛba ntɛm.+ Na ɔsomaa ne bɔfoɔ+ na ɔnam nsɛnkyerɛnne+ so de maa n’akoa Yohane+ 2 a ɔdii asɛm a Onyankopɔn de maeɛ ne adanseɛ a Yesu Kristo de maeɛ, kyerɛ sɛ deɛ ɔhunuiɛ nyinaa, ho adanseɛ no.+ 3 Anigyeɛ+ ne deɛ ɔkenkan nkɔmhyɛ+ yi mu nsɛm no den+ ne wɔn a wɔtie na wɔdi deɛ wɔatwerɛ no mu no soɔ;+ na berɛ a wɔahyɛ no abɛn.+

4 Yohane de kɔma asafo nson+ a ɛwɔ Asia mantam mu no:

Adom ne asomdwoeɛ mfiri “Deɛ na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ a ɔreba,”+ ne ahonhom nson+ a ɛwɔ n’ahennwa no anim, 5 ne Yesu Kristo, “Ɔdanseni Nokwafoɔ no,”+ “awufoɔ mu abakan,”+ ne “asase so ahemfo Sodifoɔ”+ no hɔ, nka mo.

Deɛ ɔdɔ yɛn+ na ɔnam ɔno ara ne mogya so sanee yɛn firii yɛn bɔne mu+— 6 na wayɛ yɛn ahemman+ ne asɔfoɔ+ ama ne Nyankopɔn ne n’Agya no—aane, ɔno na animuonyam ne tumi nyɛ ne dea daa.+ Amen.

7 Hwɛ! Ɔnam mununkum mu reba,+ na aniwa nyinaa bɛhu no,+ ne wɔn a wɔhwiree ne mu no;+ na ne nti, asase so mmusuakuo nyinaa de awerɛhoɔ bɛbobɔ wɔn kokom.+ Aane, Amen.

8 “Mene Alfa ne Omega,”*+ Yehowa Nyankopɔn na ɔseɛ, “Deɛ na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ a ɔreba,+ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no.”+

9 Me Yohane, mo nua a ɔne mo nyinaa nya kyɛfa wɔ ahohiahia+ ne ahennie+ ne boasetɔ+ mu wɔ Yesu mu,+ mekɔpuee supɔ a wɔfrɛ no Patmo so Onyankopɔn ho asɛm a mekaeɛ ne Yesu ho adanseɛ a mediiɛ nti.+ 10 Mebaa+ Awurade da+ no mu honhom mu,+ na metee nne+ kɛseɛ bi wɔ m’akyi sɛ totorobɛnto 11 a ɛse: “Deɛ wohunu no twerɛ+ no nwoma mu kɔma asafo nson+ a ɛwɔ Efeso+ ne Smirna+ ne Pergamo+ ne Tiatira+ ne Sardi+ ne Filadelfia+ ne Laodikea.”+

12 Na medanee m’ani sɛ merehwɛ nne a ɛne me rekasa no, na medanee m’ani no, mehunuu sika nkaneadua+ nson 13 ne obi a ɔte sɛ onipa ba+ wɔ nkaneadua no mfimfini a ɔhyɛ atadeɛ a ɛsi ne nan ase, na sika abɔsoɔ bɔ ne koko so. 14 Afei nso, na ne tiri nwi hoa te sɛ odwan nwi fitaa,+ te sɛ sukyerɛmma, na n’ani te sɛ gyaframa;+ 15 na ne nan te sɛ kɔbere fɛfɛ+ a adɔ wɔ fononoo mu; na ne nne+ te sɛ nsuo bebree a ɛreworo soɔ. 16 Na nsoromma nson+ wɔ ne nsa nifa mu, na nkrantɛ anofanu nnamnam+ firi n’anom pue, na n’anim te sɛ awia a abɔ dendeenden.+ 17 Berɛ a mehunuu no no, mehwee ne nan ase te sɛ obi a wawuo.

Ɛnna ɔde ne nsa nifa too me so kaa sɛ: “Nsuro.+ Mene Odikanfoɔ+ ne Okyikafoɔ,+ 18 ne ɔteasefoɔ no;+ na mewuiɛ,+ nanso, hwɛ! mete ase daa daa,+ na mekura owuo+ ne Adamena*+ safoa. 19 Enti twerɛ deɛ wohunuiɛ, ne deɛ ɛwɔ hɔ ne deɛ ɛbɛba yeinom akyi no to hɔ.+ 20 Ahuntasɛm kronkron a ɛfa nsoromma nson+ a wohunuu no me nsa nifa mu no ho, ne sika nkaneadua nson+ no ho deɛ: Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ no, na nkaneadua nson no yɛ asafo nson.+

2 “Twerɛ kɔma Efeso+ asafo no bɔfoɔ+ sɛ: Yei na deɛ ɔkura nsoromma nson+ wɔ ne nsa nifa mu, deɛ ɔnam sika nkaneadua+ nson no mfimfini no ka, 2 ‘Menim wo nnwuma+ ne wo brɛ ne boasetɔ, na menim nso sɛ wontumi ne nnipa bɔne ntena, na wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ asomafoɔ+ nanso wɔnyɛ bie no, wosɔɔ wɔn hwɛeɛ,+ na wohunuu sɛ wɔyɛ atorofoɔ. 3 Afei woda boasetɔ adi,+ na me din+ nti woagyina mu a wommrɛeɛ.+ 4 Nanso deɛ mewɔ tia woɔ ne sɛ woagya ɔdɔ a na wowɔ kane no.+

5 “‘Enti kae deɛ wofiri hwee aseɛ no, na sakra+ yɛ kane nnwuma no bio. Anyɛ saa a, mereba wo so,+ na mɛyi wo kaneadua+ no afiri ne sibea, gye sɛ wosakra. 6 Nanso deɛ ɛwɔ wo ho ne sɛ wokyiri+ Nikolaifoɔ fekuo+ no nnwuma a me nso mekyire no. 7 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ honhom+ no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no,+ mɛma no adi nkwadua+ a ɛwɔ Onyankopɔn paradise mu no bi.’

8 “Na twerɛ kɔma Smirna asafo no bɔfoɔ+ sɛ: Yeinom na ‘Odikanfoɔ ne Okyikafoɔ no,’+ deɛ ɔwuiɛ na wasan aba nkwa mu bio+ no ka, 9 ‘Menim w’ahohiahia ne wo hia—nanso woyɛ ɔdefoɔ+—ne abususɛm a wɔn a wɔse wɔyɛ Yudafoɔ+ nanso wɔnyɛ bie na mmom wɔyɛ Satan badwa+ no ka no. 10 Nsuro deɛ ɛrebɛto woɔ no.+ Hwɛ! Ɔbonsam+ de mo mu binom bɛgu afiase na ama wɔasɔ mo ahwɛ koraa,+ na mo ho bɛhiahia mo+ dadu. Di nokorɛ kɔsi owuo mu,+ na mɛma wo nkwa abotire.+ 11 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie+ deɛ honhom+ no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no,+ owuprenu no renka no.’+

12 “Na twerɛ kɔma Pergamo asafo no bɔfoɔ sɛ: Yei na deɛ ɔwɔ nkrantɛ anofanu tenten nnamnam no ka,+ 13 ‘Menim baabi a woteɛ, kyerɛ sɛ baabi a Satan ahennwa sie; nanso woda so ara kura me din mu dendeenden,+ na woampa me mu gyidie+ wɔ me dansefoɔ+ nokwafoɔ Antipa nna no mu mpo, deɛ wɔkum+ no wo nkyɛn, baabi a Satan teɛ no.

14 “‘Nanso mewɔ nsɛm kakra tia wo, sɛ wowɔ ebinom wɔ hɔ a wɔkura Balaam nkyerɛkyerɛ mu dendeenden,+ deɛ ɔkyerɛɛ Balak+ sɛ ɔmfa suntidua nto Israel mma anim mma wɔnni nneɛma a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom na wɔmmɔ adwaman no.+ 15 Enti wo nso wowɔ nnipa bi a wɔkura Nikolaifoɔ fekuo+ no nkyerɛkyerɛ no mu dendeenden. 16 Enti sakra.+ Anyɛ saa a, mereba wo nkyɛn ntɛm, na mede nkrantɛ tenten a ɛfiri m’anom+ no ne wɔn bɛko.+

17 “‘Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no:+ Deɛ ɔdi nkonim+ no mede mana+ a ahunta no bi bɛma no, na mama no ɛboɔ fitaa, na ɛboɔ no so na wɔatwerɛ din foforɔ+ bi aguo a obiara nnim gye deɛ ne nsa ka no.’+

18 “Na twerɛ kɔma Tiatira+ asafo no bɔfoɔ sɛ: Yeinom na Onyankopɔn Ba+ a n’ani te sɛ gya a ɛredɛ+ na ne nan te sɛ kɔbere fɛfɛ+ no ka, 19 ‘Menim wo nnwuma, ne wo dɔ+ ne gyidie ne ɔsom adwuma ne boasetɔ, na deɛ woyɛ+ seesei no sene kane deɛ no.+

20 “‘Nanso mewɔ yei tia wo, sɛ wogyegye saa ɔbaa Yesebel+ no so, deɛ ɔfrɛ ne ho odiyifoɔbaa na ɔkyerɛkyerɛ+ me nkoa+ na ɔdaadaa wɔn ma wɔbɔ adwaman+ na wɔdi nneɛma a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom no.+ 21 Memaa no berɛ sɛ ɔmfa nsakra,+ nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakra firi n’adwamammɔ no ho.+ 22 Hwɛ! Merebɛto no ato yarepa so, na mede wɔn a wɔne no sɛe awareɛ no akɔ ahohiahia kɛseɛ mu, gye sɛ wɔsakra firi wɔn nnwuma ho. 23 Na mede owuyareɛ bɛbobɔ ne mma na ama asafo no nyinaa ahunu sɛ me na mehwehwɛ asaabo ne akoma mu, na sɛdeɛ mo mu biara nnwuma teɛ no na mɛma no.+

24 “‘Nanso meka kyerɛ mo a moaka a mowɔ Tiatira, wɔn a wɔnnye saa nkyerɛkyerɛ yi nyinaa, wɔn a wɔanhunu “Satan nneɛma a emu dɔ”+ no sɛdeɛ wɔka no no sɛ: Meremfa adesoa foforɔ biara nto mo so.+ 25 Ɛno ara ne sɛ monkura deɛ mowɔ no mu dendeenden+ nkɔsi sɛ mɛba. 26 Na deɛ ɔdi nkonim na ɔdi me nnwuma akyi kɔsi awieeɛ no,+ mɛma no amanaman no so tumi,+ 27 na ɔde dadeɛ poma+ bɛka nnipa no na wɔabubu wɔn asinasini te sɛ anwenneɛ,+ sɛdeɛ me nso menyaa no m’Agya hɔ no, 28 na mɛma no adekyeeɛ nsoromma.+ 29 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ honhom+ no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.’+

3 “Twerɛ kɔma Sardi asafo no bɔfoɔ+ sɛ: Yeinom na deɛ ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom nson+ ne nsoromma nson+ no ka, ‘Menim wo nnwuma sɛ wowɔ din sɛ wote ase, nanso woawu.+ 2 Wɛn,+ na hyɛ nneɛma a aka a na ɛrewuo no mu den,+ na menhunuu sɛ woawie wo nnwuma wɔ me Nyankopɔn anim.+ 3 Enti kɔ so kae deɛ woanya+ ne deɛ woateɛ, na di so+ na sakra.+ Nokwasɛm nie, sɛ woanwɛn a,+ mɛba sɛ korɔmfoɔ,+ na worenhunu dɔn ko a mɛba wo so da.+

4 “‘Nanso wowɔ nnipa kakra+ wɔ Sardi a wɔangu wɔn ntadeɛ ngugusoɔ ho fĩ,+ na wɔne me bɛnante ntade fitaa mu,+ ɛfiri sɛ wɔfata.+ 5 Enti deɛ ɔdi nkonim+ no wɔde ntadeɛ ngugusoɔ fitaa bɛhyɛ no;+ na merempepa ne din mfiri nkwa nwoma no mu da,+ na mmom mɛbɔ ne din wɔ m’Agya+ ne n’abɔfoɔ anim.+ 6 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ honhom+ no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.’

7 “Twerɛ kɔma Filadelfia asafo no bɔfoɔ+ sɛ: Yeinom na deɛ ɔyɛ kronkron,+ ɔnokwafoɔ,+ deɛ ɔwɔ Dawid safoa,+ a sɛ ɔbue a obiara ntom, na ɔtom a obiara mmue, no ka, 8 ‘Menim wo nnwuma+—hwɛ! mede ɛpono a wɔabue+ asi w’anim a obiara ntumi ntom—ɛne sɛ wowɔ tumi kakra, na wodii m’asɛm so na woampa me din.+ 9 Hwɛ! mede wɔn a wɔfiri Satan badwa mu a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ,+ nanso wɔnyɛ bie na mmom wɔredi atorɔ+ no bɛma—hwɛ! mɛma wɔaba abɛkoto+ wo nan ase na wɔahunu sɛ medɔ wo. 10 Ɛsiane sɛ wodii me boasetɔ+ ho asɛm soɔ nti, me nso mɛkora+ wo so wɔ sɔhwɛ berɛ a ɛbɛba wiase nyinaa so abɛsɔ wɔn a wɔte asase so ahwɛ no mu.+ 11 Mereba ntɛm.+ Kɔ so kura deɛ wowɔ no mu dendeenden,+ na obi annye w’abotire.+

12 “‘Deɛ ɔdi nkonim no—mɛyɛ no edum+ wɔ me Nyankopɔn+ asɔrefie,+ na ɔremfiri hɔ nkɔ bio, na mɛtwerɛ me Nyankopɔn din ne me Nyankopɔn kuro, Yerusalem foforɔ+ a ɛfiri me Nyankopɔn hɔ siane firi soro, no din wɔ ne so, ne me ara me din foforɔ no.+ 13 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ honhom+ no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.’

14 “Twerɛ kɔma Laodikea+ asafo no bɔfoɔ sɛ: Yeinom na Amen+ no ka, ɔdanseni+ nokwafoɔ+ a wɔwɔ ne mu ahotɔsoɔ,+ Onyankopɔn adebɔ mfitiaseɛ no,+ 15 ‘Menim wo nnwuma sɛ wonyɛ nwunu na saa ara na wonyɛ hyeɛ. Me yam a anka woyɛ nwunu anaasɛ woyɛ hye. 16 Enti ɛsiane sɛ woyɛ boturobodwo na wonyɛ hye+ na wonyɛ nwunu+ nti, mɛfe wo afiri m’anom. 17 Woka sɛ: “Meyɛ ɔdefoɔ,+ manya me ho, na hwee nhia me,” nanso wonnim sɛ w’asɛm yɛ mmɔbɔ san yɛ awerɛho, na woyɛ ohiani ne onifirani+ a woda adagya, 18 enti metu wo fo sɛ tɔ sika+ a wɔde gya apa mu firi me nkyɛn na woayɛ ɔdefoɔ, ne ntadeɛ ngugusoɔ fitaa na woatumi asiesie wo ho na wɔanyi w’adagya so amma w’ani anwu,+ na tɔ aniduro a wode bɛsra w’ani+ na woahunu adeɛ.

19 “‘Wɔn a mepɛ wɔn asɛm nyinaa meyi wɔn ntɛn tene wɔn so.+ Enti yɛ nnam na sakra.+ 20 Hwɛ! megyina pono ano+ rebom. Sɛ obi te me nne na ɔbue pono no a,+ mɛba ne fie ne no abɛdi anwummeduane na ɔno nso ne me adidi. 21 Deɛ ɔdi nkonim no,+ mɛma ɔne me atena m’ahennwa so,+ sɛdeɛ me nso medii nkonim na me ne m’Agya tenaa+ n’ahennwa+ soɔ no. 22 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ honhom+ no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.’”+

4 Yeinom akyi no, mehunuiɛ, na hwɛ! ɛpono bi a wɔabue ano da hɔ wɔ soro, na ɛnne a ɛdi kan a meteeɛ no te sɛ totorobɛnto,+ na ɛka kyerɛɛ me sɛ: “Foro bra ha,+ na mɛkyerɛ wo nneɛma a ɛtwa sɛ ɛba.”+ 2 Yeinom akyi no, honhom baa me so ntɛm ara: na hwɛ! ahennwa bi+ si soro,+ na obi te ahennwa no so.+ 3 Na deɛ ɔte soɔ no hwɛbea+ te sɛ ahwehwɛboɔ+ ne aboɔdenboɔ kɔkɔɔ, na nyankontɔn+ a ne hwɛbea te sɛ ahahammonoboɔ+ atwa ahennwa no ho ahyia.

4 Ná nhennwa aduonu nnan atwa ahennwa no ho ahyia, na mehunuu sɛ mpanimfoɔ+ aduonu nnan+ a wɔhyehyɛ ntadeɛ ngugusoɔ fitafitaa+ tete nhennwa+ yi soɔ na sika abotire+ bobɔ wɔn ti. 5 Na anyinam+ ne ɛnne ne aprannaa+ firi ahennwa no mu baeɛ; na egya nkanea+ nson redɛre wɔ ahennwa no anim, na yeinom yɛ Onyankopɔn ahonhom nson no.+ 6 Na ɛpo+ a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahennwa no anim sɛ ahwehwɛboɔ.

Na honhom abɔdeɛ nnan+ a ani wowɔ wɔn anim ne wɔn akyi nyinaa no wɔ ahennwa no mfimfini ne ahennwa no ho. 7 Honhom abɔdeɛ a ɔdi kan no te sɛ gyata,+ na honhom abɔdeɛ a ɔtɔ so mmienu no te sɛ nantwie ba,+ na honhom abɔdeɛ a ɔtɔ so mmiɛnsa+ no anim te sɛ onipa, na honhom abɔdeɛ a ɔtɔ so nnan+ no te sɛ ɔkɔdeɛ a ɔnam wiem.+ 8 Na honhom abɔdeɛ nnan+ no mu biara wɔ ntaban nsia;+ ani ayɛ wɔn ho nyinaa ne wɔn ntaban ase mpo mã.+ Wɔnhome awia ne anadwo, na wɔka sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne Yehowa+ Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ a na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ+ a ɔreba no.”

9 Na berɛ biara a honhom abɔdeɛ no de animuonyam ne anidie ne aseda+ bɛma Deɛ ɔte ahennwa no so+ a ɔte ase daa daa no,+ 10 mpanimfoɔ aduonu nnan+ no hwehwe fam wɔ Deɛ ɔte ahennwa no soɔ no anim na wɔsom+ Deɛ ɔte ase daa daa no, na wɔtutu wɔn abotire gu ahennwa no anim ka sɛ: 11 “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wogye animuonyam+ ne anidie+ ne tumi,+ ɛfiri sɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa,+ na wo pɛ+ nti na ɛwowɔ hɔ na wobɔeɛ.”+

5 Na mehunuu nwoma mmobɔeɛ bi a wɔatwerɛ emu ne akyire,+ a wɔde nsɔano nson asɔ ano+ dendeenden, wɔ Deɛ ɔte ahennwa+ no soɔ no nsa nifa mu. 2 Na mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi a ɔde nne kɛseɛ reteam sɛ: “Hwan na ɔfata sɛ ɔbue nwoma no mu na ɔsane ne nsɔano no?” 3 Nanso ɔsoro oo, asase so oo, asase ase oo, ɔbaako mpo nni hɔ a na ɔbɛtumi abue nwoma no mu anaa ɔbɛtumi ahwɛ mu. 4 Afei mesuu paa ɛfiri sɛ wɔanhunu obiara a ɔfata sɛ ɔbue nwoma no mu anaa ɔhwɛ mu.+ 5 Ɛnna mpanimfoɔ no baako ka kyerɛɛ me sɛ: “Gyae su. Hwɛ! Yuda abusua mu Gyata,+ Dawid+ nhini no,+ adi nkonim+ a enti ɔbɛtumi abue nwoma no mu ayi ne nsɔano nson no.”

6 Na mehunuu sɛ adwammaa+ bi a ɔte sɛ deɛ wɔaku no+ gyina ahennwa+ no ne honhom abɔdeɛ nnan no ne mpanimfoɔ no mfimfini+ a ɔwɔ mmɛn nson ne ani nson, na ani no yɛ Onyankopɔn ahonhom nson+ a wɔasoma wɔn asase nyinaa soɔ no. 7 Afei ɔkɔeɛ na ntɛm ara ɔgye firii Deɛ ɔte ahennwa no soɔ no+ nsa nifa mu. 8 Na berɛ a ɔgyee nwoma no, honhom abɔdeɛ nnan no ne mpanimfoɔ aduonu nnan+ no hwehwee fam Adwammaa no anim, na na wɔn mu biara kura sankuo+ ne sika nkuruwa a aduhwam ayɛ no mã; ná aduhwam+ no yɛ akronkronfoɔ no mpaebɔ.+ 9 Na wɔtoo dwom foforɔ+ sɛ: “Wofata sɛ wogye nwoma no na wote ne nsɔano ano, ɛfiri sɛ wɔkuu wo na wode wo mogya+ tɔɔ+ nnipa firii abusua ne kasa ne nkurɔfoɔ ne ɔman biara mu maa Onyankopɔn,+ 10 na woyɛɛ wɔn ahemman+ ne asɔfoɔ+ maa yɛn Nyankopɔn,+ na wɔbɛdi asase so ahene.”+

11 Afei mehunuiɛ, na metee abɔfoɔ bebree a wɔatwa ahennwa no ne honhom abɔdeɛ no ne mpanimfoɔ no ho ahyia nne, na na wɔn dodoɔ yɛ ɔpedudu+ ne mpempem huhaa,+ 12 na wɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: “Adwammaa a wɔkuu no+ no fata sɛ ɔgye tumi ne ahonya ne nyansa ne ahoɔden ne anidie ne animuonyam ne nhyira.”+

13 Na abɔdeɛ biara a ɛwɔ soro ne asase so ne asase ase+ ne ɛpo so, ne deɛ ɛwom nyinaa no, metee sɛ wɔreka sɛ: “Nhyira ne anidie+ ne animuonyam+ ne ahoɔden nka Deɛ ɔte ahennwa+ no soɔ no ne Adwammaa+ no daa daa.” 14 Na honhom abɔdeɛ nnan no kaa sɛ: “Amen!” na mpanimfoɔ+ no hwehwee fam someeɛ.+

6 Na mehunuu sɛ Adwammaa+ no ate nsɔano nson no baako ano,+ na metee sɛ honhom abɔdeɛ nnan no baako+ de nne a ɛte sɛ aprannaa kaa sɛ: “Bra!”+ 2 Na mehunuiɛ, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa bi nie;+ na deɛ ɔte ne soɔ+ no kura agyan;+ na wɔmaa no abotire,+ na ɔfirii adi kɔdii nkonim+ sɛ ɔbɛwie ne nkonimdie koraa.+

3 Na berɛ a ɔtee nsɔano a ɛtɔ so mmienu no ano no, metee sɛ honhom abɔdeɛ a ɔtɔ so mmienu+ no reka sɛ: “Bra!” 4 Na ɔpɔnkɔ foforɔ kɔkɔɔ bi baeɛ; na wɔmaa deɛ ɔte ne soɔ no kwan sɛ ɔnyi asomdwoeɛ mfiri asase so na wɔnkunkum wɔn ho wɔn ho; na wɔmaa no nkrantɛ kɛseɛ bi.+

5 Berɛ a ɔtee+ nsɔano a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano no, metee sɛ honhom abɔdeɛ a ɔtɔ so mmiɛnsa no+ reka sɛ: “Bra!” Na mehunuiɛ, na hwɛ! ɔpɔnkɔ tuntum bi nie; na deɛ ɔte ne soɔ no kura nsania+ wɔ ne nsam. 6 Na metee nne bi te sɛ deɛ ɛfiri honhom abɔdeɛ nnan+ no mfimfini+ sɛ: “Ayuo susukoraa denare baako,+ na atokoɔ susukoraa mmiɛnsa denare baako; na ngo ne bobesa deɛ, nsɛe no.”+

7 Na berɛ a ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nnan no ano no, metee honhom abɔdeɛ a ɔtɔ so nnan+ no nne sɛ: “Bra!” 8 Na mehunuiɛ, na hwɛ! ɔpɔnkɔ a ne ho nsonso bi nie; na deɛ ɔte ne soɔ no din de Owuo. Na Adamena*+ di n’akyi pɛɛ. Na wɔmaa wɔn asase nkyekyɛmu nnan mu baako so tumi sɛ wɔmfa nkrantɛ+ tenten ne aduankɔm+ ne owuyareɛ ne asase so nkekaboa+ nkunkum wɔn.

9 Na berɛ a ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nnum no ano no, mehunuu wɔn a Onyankopɔn asɛm ne adansedie+ adwuma a na wɔyɛ nti wɔkunkum+ wɔn no akra+ wɔ afɔrebukyia+ no ase. 10 Na wɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: “Awurade Tumfoɔ,+ ɔkronkronni ne ɔnokwafoɔ,+ wobɛtwentwɛn wo nan ase akɔsi da bɛn na woabu atɛn+ atua asase sofoɔ ka yɛn mogya+ ho?” 11 Na wɔmaa wɔn mu biara atade tenten fitaa;+ na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhome kakra nkɔsi sɛ wɔn mfɛfoɔ asomfoɔ ne wɔn nuanom a wɔrebɛkunkum+ wɔn sɛdeɛ wɔkum wɔn no bɛba abɛka ho ama wɔn dodoɔ awie duro.

12 Na mehunuu sɛ wɔate nsɔano a ɛtɔ so nsia no ano, na asasewosoɔ kɛseɛ bi siiɛ; na awia yɛɛ tumm sɛ atweaatam+ a wɔde nwi ayɛ, na bosome mũ no nyinaa yɛɛ sɛ mogya,+ 13 na ɔsoro nsoromma hwehwee asase so te sɛ borɔdɔma dua a mframa denden awoso no ama n’aba bunu atete aguo. 14 Na ɔsoro firii hɔ kɔɔ sɛ nwoma a wɔrebobɔ,+ na wɔtuu bepɔ ne supɔ biara firii baabi a emu biara wɔ.+ 15 Na asase so ahemfo ne atitire ne asahene ne adefoɔ ne ahoɔdenfoɔ ne nkoa ne adehyeɛ nyinaa de wɔn ho siee abodan ne mmepɔ mu abotan mu.+ 16 Na wɔkɔɔ so ara ka kyerɛɛ mmepɔ ne abotan no sɛ: “Mommɛgu yɛn so+ na momfa yɛn nhunta mfiri Deɛ ɔte ahennwa+ no soɔ no anim ne Adwammaa+ no abufuo ho, 17 ɛfiri sɛ wɔn abufuo+ da kɛseɛ+ no aduru, na hwan na ɔbɛtumi agyina?”+

7 Yei akyi no, mehunuu abɔfoɔ+ nnan sɛ wɔgyinagyina asase afanan kurakura asase so mframa nnan no mu+ dendeenden sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mframa biara remmɔ mfa asase anaa ɛpo anaa dua biara soɔ.+ 2 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔde Onyankopɔn teasefoɔ no nsɔano+ firi awiapueeɛ+ reforo kɔ soro; na ɔde nne kɛseɛ teaam ka kyerɛɛ abɔfoɔ nnan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnha asase ne ɛpo no 3 sɛ: “Monnha asase anaa ɛpo anaa nnua no kɔsi sɛ yɛbɛsɔ yɛn Nyankopɔn nkoa ano+ wɔ wɔn moma so.”+

4 Na metee wɔn a wɔasɔ wɔn ano no dodoɔ, mpem ɔha aduanan nnan,+ a wɔasɔ wɔn ano afiri Israel+ mma mmusuakuo nyinaa mu:+

5 Yuda+ abusuakuo mu mpem dumienu na wɔsɔɔ wɔn ano;

Ruben+ abusuakuo mu mpem dumienu;

Gad+ abusuakuo mu mpem dumienu;

6 Aser+ abusuakuo mu mpem dumienu;

Naftali+ abusuakuo mu mpem dumienu;

Manase+ abusuakuo mu mpem dumienu;

7 Simeon+ abusuakuo mu mpem dumienu;

Lewi+ abusuakuo mu mpem dumienu;

Isakar+ abusuakuo mu mpem dumienu;

8 Sebulon+ abusuakuo mu mpem dumienu;

Yosef+ abusuakuo mu mpem dumienu;

Benyamin+ abusuakuo mu mpem dumienu na wɔsɔɔ wɔn ano.+

9 Yeinom akyi no, mehunuiɛ, na hwɛ! nnipakuo kɛseɛ bi+ a obiara ntumi nkan wɔn, a wɔfiri amanaman+ ne mmusuakuo ne nnipa+ ne kasa nyinaa mu,+ gyinagyina ahennwa+ no ne Adwammaa no anim hyehyɛ ntade tenten fitafitaa;+ na wɔkurakura berɛ.+ 10 Na wɔde nne kɛseɛ team sɛ: “Yɛn nkwagyeɛ firi yɛn Nyankopɔn+ a ɔte ahennwa+ no soɔ ne Adwammaa no hɔ.”+

11 Ná abɔfoɔ+ no nyinaa gyinagyina hɔ atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ+ no ne honhom abɔdeɛ nnan+ no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuu ahennwa no anim, na wɔsom Onyankopɔn+ 12 kaa sɛ: “Amen! Nhyira ne animuonyam ne nyansa ne aseda ne anidie ne tumi+ ne ahoɔden nka yɛn Nyankopɔn daa daa. Amen.”+

13 Na mpanimfoɔ+ no baako bisaa me sɛ: “Wɔn a wɔhyehyɛ ntade tenten fitafitaa+ yi yɛ hwannom na wɔfiri he?” 14 Enti ntɛm ara na meka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura, wo na wonim.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yeinom na wɔfiri ahohiahia kɛseɛ+ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ayɛ fitaa+ Adwammaa no mogya+ mu. 15 Ɛno nti na wɔwɔ Onyankopɔn ahennwa no anim;+ na wɔsom+ no awia ne anadwo wɔ n’asɔrefie; na Deɛ ɔte ahennwa+ no soɔ no bɛtrɛ ne ntomadan+ mu wɔ wɔn so. 16 Ɛkɔm ne sukɔm renne wɔn bio, na awia renhye wɔn na ɔhyew biara renka wɔn,+ 17 ɛfiri sɛ Adwammaa+ a ɔwɔ ahennwa no mfimfini no bɛhwɛ+ wɔn, na ɔbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ nkwa asutire+ ho. Na Onyankopɔn bɛpepa wɔn ani so nisuo nyinaa.”+

8 Berɛ a ɔtee+ nsɔano a ɛtɔ so nson no ano no,+ ɔsoro yɛɛ dinn bɛyɛ dɔnhwere fã. 2 Na mehunuu abɔfoɔ nson+ a wɔgyinagyina Onyankopɔn anim no, na wɔmaa wɔn ntotorobɛnto nson.

3 Afei ɔbɔfoɔ foforɔ ba bɛgyinaa afɔrebukyia+ no ho a ɔkura sika aduhwam kuruwa; na wɔmaa no aduhwam+ pii sɛ ɔmfa nka akronkronfoɔ nyinaa mpaebɔ ho mmɔ afɔdeɛ wɔ sika afɔrebukyia a ɛsi ahennwa no anim no so. 4 Na aduhwam no wisie firii ɔbɔfoɔ no nsam kaa akronkronfoɔ no mpaebɔ+ ho foro kɔɔ Onyankopɔn anim. 5 Ɛhɔ ara na ɔbɔfoɔ no faa aduhwam kuruwa no de afɔrebukyia so gya+ no bi hyɛɛ no mã, na ɔto guu asase so.+ Na aprannaa+ ne nne ahodoɔ ne anyinam+ ne asasewosoɔ+ baeɛ. 6 Na abɔfoɔ nson a wɔkurakura ntotorobɛnto+ nson+ no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛne.

7 Na deɛ ɔdi kan no hyɛnee ne totorobɛnto no. Na asukɔtweaa ne egya+ a ɛne mogya adi afra baeɛ, na wɔto guu asase so; na asase no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ,+ na nnua nkyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ, na wura mono+ nyinaa hyeeɛ.

8 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hyɛnee ne totorobɛnto no. Na wɔtoo biribi te sɛ bepɔ+ kɛseɛ a ɛrehyeɛ too po mu.+ Na ɛpo no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako danee mogya;+ 9 na ɛpo mu abɔdeɛ a wɔwɔ akra no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwuiɛ,+ na akodoɔ nkyɛmu mmiɛnsa mu baako sɛeeɛ.

10 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no hyɛnee ne totorobɛnto no. Na nsoromma kɛseɛ bi a ɛredɛre te sɛ kanea firi soro bɛhwee hɔ,+ na ɛhwee nsubɔnten mmiɛnsa mu baako ne nsutire so.+ 11 Na nsoromma no din de Awɔnwono. Na nsuo no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako danee awɔnwono, na nsuo no maa nnipa pii wuwuiɛ ɛfiri sɛ na ayɛ nwono.+

12 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnan no hyɛnee ne totorobɛnto no. Na awia nkyɛmu mmiɛnsa mu baako ne bosome nkyɛmu mmiɛnsa mu baako ne nsoromma nkyɛmu mmiɛnsa mu baako ho kaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na emu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛduru sum+ na adekyeeɛ nkyɛmu mmiɛnsa+ mu baako annya hann na anadwo nso saa ara.

13 Na mehunuiɛ, na metee sɛ ɔkɔdeɛ+ bi a watu nam wiem+ de nne kɛseɛ reka sɛ: “Monnue, monnue, monnue,+ mo a mote asase soɔ, ntotorobɛnto+ a aka a abɔfoɔ mmiɛnsa no rebɛhyɛne no nnyegyeeɛ nti!”

9 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nnum no hyɛnee ne totorobɛnto+ no. Na mehunuu nsoromma+ bi a ɛfiri soro abɛhwe asase so, na wɔde amena donkodonko+ no ano safoa+ maa no. 2 Na ɔbuee amena no ano, na wisie+ firii mu baa te sɛ fononoo+ kɛseɛ mu wisie, na amena no mu wisie nti, awia duruu sum,+ na wiem nso saa ara. 3 Na ntutummɛ+ firii wisie no mu baa asase so; na wɔmaa wɔn tumi a ɛte sɛ tumi a asase so nyanyankyerɛ+ wɔ no ara bi. 4 Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnha asase so wura anaa ahahammono anaa dua biara, na mmom nnipa a wɔnni Onyankopɔn nsɔano wɔn moma soɔ no nko ara.+

5 Na wɔmaa ntutummɛ no kwan sɛ wɔnyɛ wɔn ayayadeɛ+ abosome nnum, na mmom wɔnnku wɔn, na ayayadeɛ a ɛbaa wɔn soɔ no te sɛ ayayadeɛ a obi hunu berɛ a nyanyankyerɛ+ aka no no. 6 Saa nna no mu no, nnipa no bɛhwehwɛ owuo+ nanso wɔrenhunu, na wɔbɛpɛ sɛ wɔwuo nanso owuo bɛdwane afiri wɔn ho.

7 Na ntutummɛ no nsɛsoɔ te sɛ apɔnkɔ+ a wɔasiesie wɔn ama ɛko; na biribi a ɛte sɛ sika abotire wowɔ wɔn tiri so, na wɔn anim+ te sɛ nnipa, 8 na wɔwɔ nwi te sɛ mmaa nwi.+ Na wɔn sẽ te sɛ gyata sẽ;+ 9 na wɔwɔ nkataboɔ+ te sɛ dadeɛ nkataboɔ. Ná wɔn ntaban gyegye te sɛ nteaseɛnam+ a apɔnkɔ bebree de tu mmirika kɔ ɛko.+ 10 Afei nso na wɔwɔ dua ne nwowɔeɛ te sɛ nyanyankyerɛ;+ na wɔn dua mu na tumi wɔ a wɔde bɛha nnipa no abosome nnum. 11 Wɔwɔ ɔhene a ɔdi wɔn so a ɔne amena+ no bɔfoɔ no. Ne din wɔ Hebri kasa mu ne Abadon, na Hela kasa mu no, ne din de Apolion.+

12 Mmusuo baako atwam. Hwɛ! Mmusuo+ mmienu reba yeinom akyi.

13 Na ɔbɔfoɔ+ a ɔtɔ so nsia no hyɛnee ne totorobɛnto+ no. Na metee nne+ bi firii sika afɔrebukyia+ a ɛwɔ Onyankopɔn anim no mmɛn no mu 14 sɛ ɛreka kyerɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia a ɔkura totorobɛnto no sɛ: “Sanesane abɔfoɔ+ nnan a wɔakyekyere wɔn+ asubɔnten kɛseɛ Eufrate+ ho no.” 15 Na wɔsanesanee abɔfoɔ nnan a wɔasiesie wɔn ama dɔn ne da ne bosome ne afe sɛ wɔnkum nnipa no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako no.

16 Ná apɔnkɔsotefoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu ahodoɔ ɔpedu: Metee wɔn dodoɔ. 17 Na sɛdeɛ mehunuu apɔnkɔ no ne wɔn a wɔtete wɔn so wɔ anisoadehunu no mu nie: na wɔwɔ nkataboɔ a ɛte sɛ egya kɔɔ ne afasebire ne akokɔsradeɛ; na apɔnkɔ no ti te sɛ agyata+ ti, na egya ne wisie ne sɔfe*+ firii wɔn anom baeɛ. 18 Wɔnam ɔhaw mmiɛnsa yi so kunkum nnipa no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako, egya ne wisie ne sɔfe a ɛfiri wɔn anom baeɛ no so. 19 Apɔnkɔ no anom ne wɔn dua mu na wɔn tumi wɔ; na wɔn dua te sɛ awɔ+ a wɔn ti tua soɔ, na yei na wɔnam so de ɔhaw ba.

20 Nanso nnipa a aka a ɔhaw no ankunkum wɔn no ansakra amfiri wɔn nsa ano nnwuma ho,+ sɛdeɛ anka ɛbɛyɛ a wɔrensom adaemone+ ne sika ne dwetɛ+ ne kɔbere ne aboɔ ne dua ahoni a ɛntumi nhunu adeɛ, nte asɛm, na ɛntumi nnanteɛ no;+ 21 na wɔansakra amfiri wɔn awudie+ ne wɔn ahonhonsɛm+ ne wɔn adwamammɔ ne wɔn korɔno ho.

10 Na mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ+ foforɔ sɛ ɔresiane firi soro a ɔfira mununkum+ na nyankontɔn wɔ ne tiri so, na n’anim te sɛ awia,+ na ne nan+ te sɛ egya adum, 2 na ɔkura nwoma mmobɔeɛ ketewa bi a wɔabue mu wɔ ne nsam. Na ɔde ne nan nifa sii po so, na ɔde benkum no sii asase so,+ 3 na ɔde nne kɛseɛ teaam te sɛ gyata+ a ɔrebobom. Na berɛ a ɔteaam no, aprannaa+ nson no de wɔn ara wɔn nne kasaeɛ.

4 Afei berɛ a aprannaa nson no kasaeɛ no, meyɛɛ sɛ meretwerɛ; nanso metee nne bi firii soro+ sɛ: “Sɔ nsɛm+ a aprannaa nson no kaeɛ no ano, na ntwerɛ.” 5 Na ɔbɔfoɔ a mehunuu sɛ ɔgyina ɛpo ne asase soɔ no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro,+ 6 na ɔde Deɛ ɔte ase+ daa daa+ a ɔbɔɔ ɔsoro ne deɛ ɛwom ne asase+ ne deɛ ɛwom ne ɛpo ne deɛ ɛwom no+ din kaa ntam sɛ: “Ɔrentwɛn+ bio; 7 mmom nna a ɔbɔfoɔ+ a ɔtɔ so nson no rebɛhyɛne ne totorobɛnto+ no, na Onyankopɔn ahuntasɛm kronkron+ a ɔkaa ho asɛmpa kyerɛɛ ne nkoa adiyifoɔ+ no aba mu awie.”

8 Na ɛnne+ a mete firii soro no ne me kasaa bio sɛ: “Kɔ kɔgye nwoma a wɔabue mu a ɛwɔ ɔbɔfoɔ a ɔgyina ɛpo ne asase so nsam no.”+ 9 Na mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma ketewa no mma me. Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Gye na di,+ na ɛbɛyɛ nwono wɔ wo yam, nanso w’anom deɛ, ɛbɛyɛ fremfrem sɛ ɛwoɔ.” 10 Ɛnna megyee nwoma ketewa no firii ɔbɔfoɔ no nsam diiɛ,+ na ɛyɛɛ fremfrem sɛ ɛwoɔ+ wɔ m’anom; nanso medi wieeɛ no, ɛyɛɛ nwono wɔ me yam. 11 Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛsɛ sɛ wohyɛ nnipa ne aman ne kasa ne ahemfo pii ho nkɔm bio.”+

11 Na wɔde demmire bi a ɛte sɛ poma+ maa me, na ɔkaa sɛ: “Sɔre susu Onyankopɔn asɔrefie+ no kronkronbea ne afɔrebukyia ne wɔn a wɔresom wɔ hɔ no. 2 Na adihɔ+ a ɛwɔ asɔrefie no kronkronbea no akyi no deɛ, fa to nkyɛn koraa na nsusu, ɛfiri sɛ wɔde ama amanaman no,+ na wɔbɛtiatia kuro kronkron+ no so abosome aduanan mmienu.+ 3 Na mɛma m’adansefoɔ mmienu+ afira atweaatam+ ahyɛ nkɔm+ nna apem ahanu aduosia.” 4 Yeinom na wɔde ngodua mmienu+ ne nkaneadua+ mmienu no yɛ wɔn ho sɛnkyerɛnne, na wɔgyinagyina asase Wura no anim.+

5 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔha wɔn a, egya firi wɔn anom bɛsɛe wɔn atamfo;+ na sɛ obi pɛ sɛ ɔha wɔn a, ɛsɛ sɛ wɔku no saa kwan yi so. 6 Yeinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu+ na nsuo antɔ+ wɔ nna a wɔde hyɛ nkɔm no mu, na wɔwɔ tumi wɔ nsuo so sɛ wɔma ɛdane mogya+ na wɔde ɔhaw nyinaa bi ha asase berɛ dodoɔ biara a wɔpɛ.

7 Na sɛ wɔwie wɔn adansedie no a, akekaboa a ɔfiri amena donkodonko no mu+ ba no ne wɔn bɛko adi wɔn so nkonim na waku wɔn.+ 8 Na wɔn afunu bɛdeda kuro kɛseɛ no abɔnten so, deɛ honhom mu no wɔfrɛ no Sodom+ ne Egypt, baabi a wɔbɔɔ wɔn Wura nso asɛndua mu no.+ 9 Na nkurɔfoɔ ne mmusuakuo ne kasa ne aman+ no mufoɔ bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fã,+ na wɔremma wɔmfa wɔn afunu ngu ada mu. 10 Na wɔn a wɔtete asase soɔ no bɛdi wɔn ho ahurisie+ na wɔasɛpɛ wɔn ho, na wɔbɛmema wɔn ho akyɛdeɛ,+ ɛfiri sɛ adiyifoɔ mmienu no maa wɔn a wɔtete asase soɔ no ho yeraa wɔn.

11 Na nnansa ne fã+ no akyi no, nkwa honhom firi Onyankopɔn hɔ bɛhyɛɛ wɔn mu,+ na wɔsɔre gyinaa wɔn nan so, na ehu kɛseɛ kaa wɔn a wɔhunuu wɔn no. 12 Na wɔtee nne+ kɛseɛ bi firii soro a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momforo mmra ha.”+ Na wɔforo kɔɔ soro wɔ mununkum mu, na wɔn atamfo hunuu wɔn. 13 Na saa dɔn no ara mu asasewosoɔ kɛseɛ bi siiɛ, na kuro no mu nkyɛmu du+ mu baako hwee ase, na asasewosoɔ no kunkum nnipa mpem nson, na wɔn a aka no bɔɔ hu, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn animuonyam.+

14 Mmusuo+ a ɛtɔ so mmienu no atwam. Hwɛ! Mmusuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no reba ntɛm.

15 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto+ no. Na nne akɛseɛ gyegyee soro sɛ: “Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade+ ne ne Kristo+ no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.”+

16 Na mpanimfoɔ aduonu nnan+ a wɔtete wɔn nhennwa so wɔ Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuu hɔ+ som Onyankopɔn,+ 17 na wɔkaa sɛ: “Yɛda wo ase,+ Yehowa Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ wo a na wowɔ hɔ,+ na woda so wɔ hɔ, ɛfiri sɛ woafa wo tumi+ kɛseɛ no na woafiri aseɛ redi hene.+ 18 Nanso amanaman no bo fuiɛ, na wo ara w’abufuo ne berɛ a ɛsɛ sɛ wobu awufoɔ atɛn no baeɛ, na wode akatua+ ama wo nkoa adiyifoɔ+ ne akronkronfoɔ ne wɔn a wɔsuro wo din, nketewa ne akɛseɛ,+ na woasɛe+ wɔn a wɔresɛe asase no.”+

19 Na wɔbuee Onyankopɔn asɔrefie no kronkronbea a ɛwɔ soro+ no, na wɔhunuu n’apam adaka+ no wɔ n’asɔrefie no kronkronbea hɔ.+ Na anyinam ne nne ne aprannaa ne asasewosoɔ ne asukɔtweaa kɛseɛ bi baeɛ.

12 Na wɔhunuu sɛnkyerɛnne+ kɛseɛ bi wɔ soro, ɔbaa+ bi a ɔfira awia na bosome wɔ ne nan ase na nsoromma dumienu abotire bɔ ne ti; 2 ná ɔnyem, na ɔreteam wɔ n’awoko yea+ ne n’awoɔ mu amanehunu mu.

3 Na wɔhunuu sɛnkyerɛnne foforɔ wɔ soro, na hwɛ! ɔtweaseɛ+ kɛseɛ kɔkɔɔ bi a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du na ahemmotire nson bobɔ ne ti nie; 4 na ne dua+ twee ɔsoro nsoromma+ nkyɛmu mmiɛnsa mu baako to guu asase so.+ Na ɔtweaseɛ no bɛgyinaa ɔbaa+ a awoɔ aka no+ no anim, na sɛ ɔwo a, wamene+ ne ba no.

5 Na ɔwoo ɔbabarima+ a ɔde dadeɛ poma+ bɛyɛn aman nyinaa. Na wɔhwim ne ba no kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ n’ahennwa ho.+ 6 Na ɔbaa no dwane kɔɔ serɛ so,+ faako a Onyankopɔn asiesie baabi ama no sɛ wɔmma no aduane+ nna apem ahanu aduosia.+

7 Na ɛko baa soro: Mikael+ ne n’abɔfoɔ ne ɔtweaseɛ no koeɛ, na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfoɔ ne wɔn koeɛ 8 nanso wɔantumi, na wɔannya tenabea ɔsoro bio. 9 Enti wɔtoo ɔtweaseɛ+ kɛseɛ no tweneeɛ, ɔwɔ+ dada no, deɛ wɔfrɛ no Ɔbonsam+ ne Satan+ a ɔredaadaa asase sofoɔ nyinaa no;+ wɔtoo no twenee asase so,+ na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho guiɛ. 10 Na metee nne kɛseɛ bi wɔ soro sɛ:

“Afei na yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ+ ne n’ahoɔden+ ne n’ahennie+ ne ne Kristo no tumi+ aba, ɛfiri sɛ wɔato deɛ ɔtoto yɛn nuanom ano no atwene, deɛ ɔtoto wɔn ano awia ne anadwo yɛn Nyankopɔn anim no!+ 11 Na wɔdii ne so nkonim+ ɛsiane Adwammaa+ no mogya ne wɔn adansedie+ asɛm no nti, na ɛba sɛ wɔbɛwu mpo a, na wɔnnɔ wɔn kra.+ 12 Yei nti mo ɔsoro ne mo a motete mu,+ momma mo ani nnye! Asase ne ɛpo+ nnue,+ ɛfiri sɛ Ɔbonsam asiane aba mo nkyɛn na ne bo afu dendeenden, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne berɛ a aka yɛ tia.”+

13 Afei berɛ a ɔtweaseɛ no hunuu sɛ wɔato no atwene asase soɔ no,+ ɔtaa ɔbaa+ a ɔwoo ɔbabarima no. 14 Na wɔde ɔkɔdeɛ+ kɛseɛ no ntaban mmienu no maa ɔbaa no sɛ ɔmfa ntu nkɔ ne tenabea wɔ serɛ+ so; ɛhɔ na wɔmaa no aduane+ ɛberɛ ne mmerɛ ne berɛ fã+ firii ɔwɔ no anim.+

15 Na ɔwɔ no puu nsuo+ te sɛ asubɔnten firii n’anom dii ɔbaa no akyi sɛ asubɔnten no mfa no.+ 16 Nanso asase bɛboaa ɔbaa no,+ na asase buee n’anom menee asubɔnten a ɔwɔ no pu firii n’anom no. 17 Na ɔtweaseɛ no bo fuu ɔbaa no,+ na ɔne ɔbaa no asefoɔ a aka a wɔdi Onyankopɔn ahyɛdeɛ so na wɔkura Yesu ho adansedie+ adwuma mu no kɔkoeɛ.

13 Na ɔkɔgyinaa mpoano anwea+ so.

Na mehunuu akekaboa+ bi a ɔwɔ mmɛn du+ ne tire+ nson sɛ ɔfiri po+ mu repue, na na ahemmotire du bobɔ ne mmɛn ho, na abusudin+ nso wowɔ ne tiri ho. 2 Na aboa a mehunuu no no te sɛ ɔsebɔ,+ nanso na ne nan te sɛ sisire+ deɛ, na n’ano te sɛ gyata+ ano. Na ɔtweaseɛ+ no de n’ahoɔden ne n’ahennwa ne ne tumi+ kɛseɛ no maa aboa no.

3 Na mehunuu ne ti no mu baako te sɛ deɛ wɔatwa ama ɔreyɛ awuo, nanso wɔsaa ne pirakuro+ no na asase nyinaa dii aboa no akyi a ne ho yɛ wɔn nwanwa. 4 Na wɔsom ɔtweaseɛ no ɛfiri sɛ ɔde tumi maa aboa no, na wɔsom aboa no kaa sɛ: “Hwan na ɔte sɛ aboa no, na hwan na ɔbɛtumi ne no ako?” 5 Na wɔmaa no ano a ɛka nsɛnkɛseɛ+ ne abususɛm,+ na wɔmaa no tumi a ɔde bɛyɛ adwuma abosome aduanan mmienu.+ 6 Na ɔbuee n’ano kaa abususɛm+ tiaa Onyankopɔn, de tiaa ne din ne n’atenaeɛ, kyerɛ sɛ wɔn a wɔtete soro+ no. 7 Na wɔmaa no kwan+ sɛ ɔne akronkronfoɔ no nko na ɔnni wɔn so nkonim,+ na wɔmaa no mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa ne aman nyinaa so tumi. 8 Na wɔn a wɔte asase so nyinaa bɛsom no; wɔn mu biara nni hɔ a wɔatwerɛ ne din wɔ Adwammaa a wɔkuu+ no no nkwa nwoma+ mu, firi berɛ a wɔhyɛɛ wiase ase.+

9 Sɛ obi wɔ aso a, ma no ntie.+ 10 Sɛ nkoasom mu na ɛsɛ sɛ obi kɔ a, ɔbɛkɔ nkoasom+ mu. Sɛ obi de nkrantɛ kum a, ɛsɛ sɛ wɔde nkrantɛ ku no.+ Ɛha na akronkronfoɔ+ no boasetɔ+ ne wɔn gyidie+ ba asɛm no mu.

11 Na mehunuu aboa+ foforɔ sɛ ɔfiri asase mu repue,+ na na ɔwɔ mmɛn mmienu te sɛ adwammaa, nanso ɔfirii aseɛ kasaa sɛ ɔtweaseɛ.+ 12 Ná ɔde aboa+ a ɔdi kan no tumi nyinaa yɛ adwuma wɔ n’anim. Na ɔma asase ne wɔn a wɔtete soɔ no som aboa a ɔdi kan a wɔsaa ne pirakuro no.+ 13 Na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne+ akɛseɛ, na ɔma egya mpo firi soro ba asase so wɔ adasamma anim.

14 Na ɛsiane nsɛnkyerɛnne a wɔma no yɛ wɔ aboa no anim nti, ɔdaadaa wɔn a wɔte asase soɔ no ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ ohoni+ mma aboa a ɔnyaa nkrantɛ kuro+ nanso ɔsan nyaa ahoɔden no. 15 Na wɔmaa no kwan sɛ ɔmfa home mma aboa no honi no, na ama aboa no honi no akasa na wama wɔakum wɔn a wɔnsom aboa no honi+ no nyinaa.

16 Na ɔhyɛ obiara,+ nketewa ne akɛseɛ, adefoɔ ne ahiafoɔ, adehyeɛ ne nkoa, sɛ wɔmma wɔn agyinahyɛdeɛ wɔ wɔn nsa nifa ho anaa wɔn moma so,+ 17 na obiara ntumi ntɔ anaa ɔntɔn gye deɛ ɔwɔ agyinahyɛdeɛ no bie, aboa no din+ anaa ne din akontahyɛdeɛ no.+ 18 Ɛha na nyansa ba asɛm no mu: Ma deɛ ɔwɔ adwene mmu aboa no akontahyɛdeɛ no ano, ɛfiri sɛ ɛyɛ onipa+ akontahyɛdeɛ; na n’akontahyɛdeɛ no yɛ ahansia aduosia nsia.+

14 Na mehunuiɛ, na hwɛ! Adwammaa+ no gyina Sion Bepɔ+ so, na mpem ɔha aduanan nnan+ a wɔatwerɛtwerɛ ne din ne n’Agya din+ wɔn moma soɔ no ka ne ho. 2 Na metee nnyegyeeɛ bi firii soro te sɛ nsuo+ bebree a ɛreworo soɔ ne aprannaa a ano yɛ den; na nnyegyeeɛ a meteeɛ no te sɛ nnwontofoɔ a wɔrebɔ wɔn asankuo.+ 3 Na wɔreto dwom+ bi te sɛ dwom foforɔ+ wɔ ahennwa no ne honhom abɔdeɛ+ nnan no ne mpanimfoɔ+ no anim; na obiara antumi ansua saa dwom no gye mpem ɔha aduanan nnan+ a wɔatɔ+ wɔn afiri asase soɔ no. 4 Yeinom na wɔamfa mmaa angu wɔn ho fĩ;+ nokwasɛm ne sɛ wɔn ho te.*+ Yeinom na wɔdi Adwammaa no akyi baabiara a ɔbɛkorɔ.+ Yeinom na wɔtɔɔ wɔn+ firii adasamma mu sɛ aba a ɛdi kan+ maa Onyankopɔn ne Adwammaa no, 5 na wɔanhunu atosɛm biara wɔ wɔn anom;+ na wɔnni dɛm+ nso.

6 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔnam wiem+ a ɔkura daa asɛmpa+ sɛ anigyesɛm a ɔrekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase soɔ, aman ne mmusuakuo ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa,+ 7 na ɔteaam sɛ: “Monsuro Onyankopɔn+ na monhyɛ no animuonyam,+ ɛfiri sɛ n’atemmuo dɔn aduru,+ enti monsom Deɛ ɔyɛɛ+ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nsutire no.”+

8 Afei ɔbɔfoɔ foforɔ, deɛ ɔtɔ so mmienu, dii akyire kaa sɛ: “Wahwe ase! Babilon+ Kɛseɛ no ahwe ase,+ deɛ ɔmaa aman nyinaa nom n’adwamammɔ+ abufuo nsã+ no bie no!”

9 Na ɔbɔfoɔ foforɔ bio, deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa, dii wɔn akyi, na ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: “Sɛ obi som akekaboa+ no ne ne honi+ no na ɔnya agyinahyɛdeɛ wɔ ne moma so anaa ne nsa ho a,+ 10 ɔbɛnom Onyankopɔn abufuo nsã a wɔhwie no korɔgyenn gu n’abufuo kuruwa mu no nso bi,+ na wɔbɛyɛ no ayayadeɛ+ wɔ egya ne sɔfe+ mu wɔ abɔfoɔ kronkron no ne Adwammaa no anim. 11 Na wɔn ayayadeɛ wisie no foro soro daa daa,+ na wɔnnya home biara awia ne anadwo, wɔn a wɔsom aboa no ne ne honi no, ne obiara a ɔgye ne din agyinahyɛdeɛ+ no bie no. 12 Ɛha na akronkronfoɔ+ no boasetɔ ba asɛm no mu, wɔn a wɔkura Onyankopɔn ahyɛdeɛ+ ne Yesu gyidie+ mu no.”

13 Na metee nne bi firii soro sɛ: “Twerɛ sɛ: Anigyeɛ ne awufoɔ+ a wɔwu Awurade mu+ firi saa berɛ yi rekorɔ.+ Aane, honhom no na ɛka, momma wɔnhome wɔn nnwuma ho, ɛfiri sɛ nneɛma a wɔyɛeɛ no di wɔn akyi.”

14 Na mehunuiɛ, na hwɛ! mununkum fitaa bi nie, na obi a ɔte sɛ onipa ba+ te mununkum no so a ɔbɔ sika abotire+ wɔ ne ti na ɔkura kantankrankyi nnamnam wɔ ne nsam.

15 Na ɔbɔfoɔ foforɔ firi asɔrefie kronkronbea hɔ baeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaam ka kyerɛɛ deɛ ɔte mununkum no soɔ no sɛ: “To wo kantankrankyi na twa,+ ɛfiri sɛ dɔn adu sɛ wɔtwa,+ na asase no so nneɛma abere.”+ 16 Na deɛ ɔte mununkum no soɔ no de ne kantankrankyi no too asase so na wɔtwaa asase so nneɛma.

17 Ɔbɔfoɔ foforɔ bio firi asɔrefie kronkronbea a ɛwɔ soro+ no baeɛ, na na ɔno nso kura kantankrankyi nnamnam.

18 Afei ɔbɔfoɔ foforɔ bio firi afɔrebukyia no mu baeɛ a ɔwɔ egya+ so tumi. Na ɔteaam ka kyerɛɛ deɛ ɔkura kantankrankyi nnamnam no sɛ: “To wo kantankrankyi nnamnam no na boaboa asase so bobe asia no ano,+ ɛfiri sɛ n’aba no abere.” 19 Na ɔbɔfoɔ+ no de ne kantankrankyi no too asase so boaboaa asase so bobe+ no ano, na ɔto guu Onyankopɔn abufuo nsã-kyi-amena kɛseɛ no mu.+ 20 Na wɔtiatiaa bobe no so wɔ kuro no akyi,+ na mogya firii nsã-kyi-amena no mu foro kɔduruu apɔnkɔ+ nnareka ho, nkwansimma apem ahansia.+

15 Na mehunuu sɛnkyerɛnne+ foforɔ kɛseɛ bi a ɛyɛ nwanwa wɔ soro, abɔfoɔ nson+ a wɔkurakura ɔhaw nson.+ Yeinom ne deɛ ɛtwa toɔ, ɛfiri sɛ ɛnam so na Onyankopɔn abufuo+ ba awieeɛ.+

2 Na mehunuu biribi a ɛte sɛ ahwehwɛ po+ a egya fra mu, ne wɔn a wɔdi akekaboa no ne ne honi+ no ne ne din akontahyɛdeɛ+ no so nkonim+ no sɛ wɔgyinagyina ahwehwɛ po+ no ho kurakura Onyankopɔn asankuo.+ 3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Adwammaa no dwom+ sɛ:

“Yehowa Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa.+ Mmerɛsanten Hene,+ w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.+ 4 Yehowa,+ hwan na ɔrensuro woɔ+ na ɔnhyɛ wo din animuonyam?+ Ɛfiri sɛ wo nko ara ne ɔnokwafoɔ.+ Amanaman nyinaa bɛba w’anim abɛsom wo,+ ɛfiri sɛ w’ahyɛdeɛ a ɛtene no ada adi.”+

5 Yeinom akyi no mehunuiɛ, na wɔbuee adanseɛ+ ntomadan+ no kronkronbea no wɔ soro,+ 6 na abɔfoɔ nson+ a wɔkurakura ɔhaw nson+ no pue firii kronkronbea hɔ baeɛ a wɔhyehyɛ nwera+ pa a ɛho te hyɛnn, na wɔde sika abɔsoɔ abobɔ wɔn koko. 7 Na honhom abɔdeɛ nnan+ no baako de sika nkuruwa nson maa abɔfoɔ nson no, na na Onyankopɔn a ɔte ase daa daa+ no abufuo+ ahyɛ no mama. 8 Na Onyankopɔn animuonyam+ ne ne tumi nti, wisie hyɛɛ kronkronbea hɔ mã, na obiara antumi ankɔ kronkronbea hɔ kɔsii sɛ abɔfoɔ nson no haw nson+ no baa awieeɛ.

16 Na metee sɛ nne+ kɛseɛ bi firi kronkronbea hɔ reka kyerɛ abɔfoɔ nson no sɛ: “Monkɔhwie Onyankopɔn abufuo+ nkuruwa nson no ngu asase so.”

2 Na deɛ ɔdi kan no+ kɔeɛ, na ɔkɔhwiee ne kuruwa no guu asase+ so. Na akuro bɔne+ a ɛyɛ hu tutuu nnipa a wɔwɔ akekaboa+ no agyinahyɛdeɛ na wɔsom ne honi+ no.

3 Na deɛ ɔtɔ so mmienu no+ hwiee ne kuruwa no guu ɛpo mu.+ Na ɛdanee mogya+ te sɛ owufoɔ deɛ, na ɔkra a ɛte aseɛ biara wuiɛ, nneɛma a ɛwɔ po+ mu nyinaa.

4 Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no+ hwiee ne kuruwa no guu nsubɔnten+ ne nsutire mu. Na ɛdanee mogya.+ 5 Na metee sɛ nsuo so bɔfoɔ no reka sɛ: “Wo a na wowɔ hɔ, na woda so wɔ hɔ,+ Ɔnokwafoɔ,+ wotene, ɛsiane atɛn a woabuo yi nti,+ 6 ɛfiri sɛ wɔhwiee akronkronfoɔ ne adiyifoɔ mogya guiɛ,+ na woama wɔn mogya+ anom. Ɛsɛ wɔn.”+ 7 Na metee sɛ afɔrebukyia no reka sɛ: “Aane, Yehowa Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ w’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene.”+

8 Na deɛ ɔtɔ so nnan no+ hwiee ne kuruwa no guu awia so; na wɔmaa awia kwan sɛ ɛmfa egya nhyehye+ nnipa. 9 Na ɔhyew a ano yɛ den hyehyee nnipa, nanso wɔkaa Onyankopɔn a ɔwɔ ɔhaw yi so tumi+ no din+ ho abususɛm, na wɔansakra anhyɛ no animuonyam.+

10 Na deɛ ɔtɔ so nnum no hwiee ne kuruwa no guu aboa+ no ahennwa so. Na n’ahennie duruu sum,+ na yea no nti wɔfirii aseɛ wee wɔn kɛtrɛma, 11 na wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm+ ɛsiane wɔn yea ne wɔn akuro no nti, na wɔansakra amfiri wɔn nnwuma ho.

12 Na deɛ ɔtɔ so nsia no+ hwiee ne kuruwa no guu asubɔnten kɛseɛ Eufrate+ mu, na emu nsuo weeɛ,+ na ama wɔasiesie kwan ama ahemfo+ a wɔfiri awia apueeɛ no.

13 Na mehunuu sɛ honhom mu nsɛm+ a ɛho nteɛ mmiɛnsa a ɛte sɛ mpɔtorɔ+ firi ɔtweaseɛ+ no anom ne aboa+ no anom ne atorɔ diyifoɔ+ no anom apue. 14 Nokwasɛm ne sɛ ɛyɛ adaemone honhom+ mu nsɛm a ɛyɛ nsɛnkyerɛnne,+ na ɛkɔ asase nyinaa so+ ahemfo+ nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma adeɛ nyinaa so Tumfoɔ+ Nyankopɔn da+ kɛseɛ no mu ko+ no.

15 “Hwɛ! mereba sɛ ɔkorɔmfoɔ.+ Anigyeɛ ne deɛ ɔwɛn+ na ɔhwɛ n’atadeɛ ngugusoɔ soɔ, na wannante adagya mu amma nnipa anhunu n’aniwuo.”+

16 Na wɔboaboaa ahemfo no ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon.+

17 Na deɛ ɔtɔ so nson no hwiee ne kuruwa no guu mframa+ mu. Afei ɛnne+ kɛseɛ bi firi kronkronbea hɔ, ahennwa no so, baa sɛ: “Aba awieeɛ!” 18 Na anyinam ne ɛnne ne aprannaa baeɛ, na asasewosoɔ+ kɛseɛ bi a ɛfiri berɛ a nnipa baa asase so ebi nsii saa da baeɛ,+ asasewosoɔ kɛseɛ+ a ɛyɛ hu. 19 Na kuro kɛseɛ+ no mu paepaee mmiɛnsa, na amanaman no nkuro no hwehwee ase; na wɔkaee Babilon Kɛseɛ+ no Onyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no kuruwa a n’abufuhyeɛ nsã wom no.+ 20 Afei nso supɔ biara dwaneeɛ, na wɔanhunu mmepɔ.+ 21 Na asukɔtweaa+ akɛseɛ a emu biara mu duro bɛyɛ sɛ dwetikɛseɛ baako firi soro bɛhwehwee nnipa no so, na ɛsiane ɔhaw a asukɔtweaa+ no de baeɛ nti, nnipa no kaa Onyankopɔn ho abususɛm,+ ɛfiri sɛ na ɔhaw no sõ paa.

17 Na abɔfoɔ nson a wɔkurakura nkuruwa nson+ no baako ba ne me bɛkasaa sɛ: “Bra ma menkyerɛ wo odwamanfoɔ+ kɛseɛ a ɔte nsuo+ pii soɔ no atemmuo; 2 ɔno na asase so ahemfo ne no abɔ adwaman,+ na n’adwamammɔ nsã no ama wɔn a wɔtete asase soɔ no abobo.”+

3 Na wɔnam honhom+ no tumi so de me kɔɔ serɛ so. Na mehunuu ɔbaa bi sɛ ɔte akekaboa+ kɔkɔɔ a abusudin+ ayɛ no mã a ɔwɔ tire nson+ ne mmɛn du soɔ. 4 Na ɔbaa no hyɛ atadeɛ afasebire ne atade kɔkɔɔ,+ na ɔde sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa+ ahyehyɛ ne ho, na ɔkura sika kuruwa+ a akyiwadeɛ+ ne n’adwamammɔ atantanneɛ+ ayɛ no mã wɔ ne nsam. 5 Na wɔatwerɛ din bi wɔ ne moma so a ɛyɛ ahuntasɛm sɛ:+ “Babilon Kɛseɛ, nnwamanfoɔ+ ne asase so akyiwadeɛ+ nã.” 6 Na mehunuu sɛ akronkronfoɔ mogya+ ne Yesu adansefoɔ mogya+ ama ɔbaa no abo.

Berɛ a m’ani bɔɔ ne soɔ no, me ho dwirii me paa.+ 7 Enti ɔbɔfoɔ no bisaa me sɛ: “Adɛn nti na wo ho adwiri woɔ? Mɛka ɔbaa+ no ne aboa a ɔbaa no te ne so a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du+ no ho ahuntasɛm akyerɛ wo: 8 Aboa a wohunuu no no, na ɔwɔ hɔ,+ nanso ɔnni hɔ, na ɔrebɛfiri amena donkodonko+ no mu apue, na ɔbɛkɔ ɔsɛeɛ mu. Na sɛ wɔn a wɔtete asase soɔ no hunu sɛdeɛ na aboa no wɔ hɔ, nanso ɔnni hɔ, na ɔbɛba no a, ɛbɛyɛ wɔn nwanwa pii, nanso wɔntwerɛɛ wɔn din wɔ nkwa nwoma+ no mu firi berɛ a wɔhyɛɛ wiase ase.+

9 “Ɛha na adwene a nyansa wom ba asɛm no mu:+ Etire nson+ no yɛ mmepɔ+ nson a ɔbaa no te soɔ no. 10 Na wɔyɛ ahemfo nson: nnum ahwe ase,+ baako wɔ hɔ,+ ɔfoforɔ no nnya mmaeɛ,+ nanso sɛ ɔnya ba a, ɛtwa sɛ ɔtena hɔ kakraa bi.+ 11 Na aboa a na ɔwɔ hɔ nanso ɔnni hɔ no,+ ɔno ara ne ɔhene a ɔtɔ so nwɔtwe, na ɔfiri nson no mu na ɛbaeɛ, na ɔkɔ ɔsɛeɛ mu.

12 “Na mmɛn du a wohunuiɛ no yɛ ahemfo du+ a wɔnnya nnyaa ahennie, nanso wɔne aboa no nya tumi sɛ ahemfo dɔnhwere baako. 13 Yeinom kura adwenkorɔ, enti wɔde wɔn tumi ne ahoɔden ma aboa no.+ 14 Yeinom ne Adwammaa+ no bɛko, nanso ɛsiane sɛ Adwammaa no yɛ awuranom mu Awurade ne ahemfo mu Hene nti,+ ɔbɛdi wɔn so nkonim.+ Afei, wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wɔdi no nokorɛ no nso bɛdi nkonim.”+

15 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Nsuo a wohunuiɛ no, baabi a odwamanfoɔ no teɛ no, yɛ nkurɔfoɔ ne nnipakuo ne aman ne kasa hodoɔ.+ 16 Na mmɛn du+ a wohunuiɛ no, ne afei aboa+ no, yeinom bɛtan odwamanfoɔ+ no na wɔayɛ no pasaa na wɔama no ada adagya, na wɔbɛdi ne nam na wɔde gya ahye no pasaa.+ 17 Onyankopɔn na ɔde hyɛɛ wɔn akomam sɛ wɔmma ne nsusuiɛ mmra mu,+ kyerɛ sɛ, wɔnyɛ adwenkorɔ mfa wɔn ahennie mma aboa+ no nkɔsi sɛ Onyankopɔn nsɛm bɛba mu.+ 18 Na ɔbaa+ a wohunuu no no ne kuro kɛseɛ a ɛwɔ ahennie a ɛdi asase so ahemfo soɔ no.”+

18 Yeinom akyi no, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ ɔfiri soro resiane a ɔwɔ tumi+ kɛseɛ; na n’animuonyam hyerɛn asase so.+ 2 Na ɔde nne kɛseɛ teaam+ sɛ: “Wahwe ase! Babilon kɛseɛ no ahwe ase,+ na wabɛyɛ adaemone tenabea ne mframa+ fĩ biara atɛeɛ ne anomaa biara a ne ho nteɛ a ne ho yɛ abofono atɛeɛ!+ 3 Na n’adwamammɔ abufuo nsã no anya amanaman nyinaa,+ na asase so ahemfo ne no bɔɔ adwaman,+ na asase so adwadifoɔ+ nyaa wɔn ho ɛsiane ne taamudie tumi nti.”+

4 Na metee nne foforɔ firii soro sɛ: “Momfiri ne mu, me man,+ sɛ mompɛ sɛ monya ne bɔne no mu kyɛfa+ na monya ne haw no bi a. 5 Na ne bɔne no aboaboa ano akɔduru soro,+ na Onyankopɔn akae ne nnebɔne no.+ 6 Deɛ ɔde tuaa mo ka no, momfa saa ara ntua no ka,+ na mommɔ ho mmienu mma no, aane, nneɛma a ɔyɛeɛ no mmɔho mmienu;+ kuruwa+ a ɔde mfrafraeɛ guu mu no, momfa mfrafraeɛ no mmɔho mmienu+ ngu mu mma no.+ 7 Sɛdeɛ ɔhyɛɛ ne ho animuonyam baabi a ɔdii taamu kɔduruiɛ no, saa ara na monyɛ no ayayadeɛ na momma no nni awerɛhoɔ.+ Na ɔka no n’akomam sɛ, ‘Meredi adeɛ sɛ ɔhemmaa,+ merenni kuna,+ na merenhunu awerɛhoɔ da.’+ 8 Enti na da koro pɛ ne haw+ bɛba no, owuo ne awerɛhoɔ ne kɔm, na wɔde gya bɛhye no dwerɛbee,+ ɛfiri sɛ Yehowa Nyankopɔn a ɔbuu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfoɔ.+

9 “Na sɛ wɔrehye no na asase so ahemfo+ a wɔne no bɔɔ adwaman na wɔdii taamu no hunu wisie+ no a, wɔbɛsu no+ de awerɛhoɔ abobɔ wɔn kokom, 10 na ɛsiane sɛ wɔsuro n’ayayadeɛ no nti, wɔbɛgyinagyina akyirikyiri aka sɛ,+ ‘Due, due, kuro kɛseɛ,+ Babilon a woyɛ kuro denden, ɛfiri sɛ dɔnhwere baako mu na w’atemmuo aba!’+

11 “Asase so adwadifoɔ+ nso resu di ne ho awerɛhoɔ,+ ɛfiri sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛtɔ wɔn adwadeɛ bio, 12 adwadeɛ+ a ɛyɛ sika ne dwetɛ ne aboɔdenboɔ ne nhwene pa ne nwera pa ne ntoma kɔkɔɔ ne serekye ne atade kɔkɔɔ, ne biribiara a wɔde nnua a ɛyɛ hwam ayɛ ne adeɛ biara a wɔde asommɛn ayɛ ne adeɛ biara a wɔde nnua a ɛwɔ boɔ ne kɔbere ne dadeɛ ne abohemmaa ayɛ;+ 13 afei nso anoatre ne India akakaduro ne aduhwam ne ngohwam ne ɛhyɛ ne bobesa ne ngo ne ɛsiam ne ayuo ne anantwie ne nnwan, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra.+ 14 Aane, aba pa a na wo kra pɛ+ no afiri wo nkyɛn, na nnepa ne animuonyanneɛ nyinaa afiri wo nkyɛn asɛe, na nnipa renhunu bio da.+

15 “Nneɛma yi ho adwadifoɔ+ a ne nti wɔnyaa wɔn ho no bɛgyinagyina akyirikyiri ɛsiane sɛ wɔsuro n’ayayadeɛ no nti, na wɔbɛsu adi awerɛhoɔ,+ 16 na wɔbɛka sɛ, ‘Due, due—kuro kɛseɛ+ a ɔfira nwera pa ne ntoma kɔkɔɔ na ɔhyɛ atade kɔkɔɔ, a ɔde sika ne aboɔdenboɔ ne ahwene pa ahyehyɛ ne ho,+ 17 ɛfiri sɛ dɔnhwere baako pɛ mu na ahodeɛ bebrebe no ayɛ pasaa yi!’+

“Na hyɛn kwankyerɛfoɔ biara ne onipa biara a ɔde hyɛn tu kwan,+ ne hyɛn mu adwumayɛfoɔ ne wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ po so nyinaa gyinagyinaa akyirikyiri,+ 18 na berɛ a wɔrehye no na wɔhunuu wisie a ɛreba no, wɔteateaam kaa sɛ, ‘Kuro bɛn na ɛte sɛ kuro kɛseɛ no?’+ 19 Na wɔde mfuturo guu wɔn atifi+ teaam, na wɔsu dii awerɛhoɔ+ kaa sɛ, ‘Due, due—kuro kɛseɛ a n’ahonya nti wɔn a wɔwɔ po+ so ahyɛn nyinaa anya wɔn ho,+ ɛfiri sɛ dɔnhwere baako pɛ mu na wɔayɛ no pasaa!’+

20 “Ɔsoro,+ ma w’ani nnye, deɛ ato no no nti, ne mo akronkronfoɔ+ ne asomafoɔ+ ne adiyifoɔ nso, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn atwe n’aso ama mo!”+

21 Na ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi maa ɛboɔ a ɛte sɛ oyuyammoɔ+ kɛseɛ bi so to twenee po+ no mu kaa sɛ: “Saa ara na wɔbɛto Babilon kuro kɛseɛ no hwii atwene, na wɔrenhu no bio da.+ 22 Na wɔrente asankubɔfoɔ ne nnwontofoɔ ne mmɛnhyɛnfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ nne wɔ wo mu bio,+ na wɔrenhunu odwumfoɔ biara wɔ wo mu bio, na wɔrente oyuyammoɔ nnyegyeeɛ wɔ wo mu bio, 23 na kanea hann biara renhyerɛn wo mu bio, na wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔ biara nne wɔ wo mu bio;+ ɛfiri sɛ w’adwadifoɔ+ na na wɔyɛ atitire+ wɔ asase so, na wonam ahonhonsɛm+ so daadaa amanaman nyinaa. 24 Aane, ne mu na wɔhunuu adiyifoɔ+ ne akronkronfoɔ+ ne wɔn a wɔakunkum wɔn asase soɔ nyinaa+ mogya.”+

19 Yeinom akyi no, metee biribi te sɛ nnipakuo kɛseɛ bi nne a ano yɛ den wɔ ɔsoro.+ Wɔkaa sɛ: “Monyi Yah ayɛ!+ Nkwagyeɛ+ ne animuonyam ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn dea,+ 2 ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene.+ Na wabu odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ sɛee asase no atɛn, na wama no atua ne nkoa mogya so ka.”+ 3 Ntɛm ara na wɔkaa no ne mprenu soɔ sɛ: “Monyi Yah ayɛ!+ Na wisie a ɛfiri ne mu no foro kɔ soro daa daa.”+

4 Na mpanimfoɔ aduonu nnan+ ne honhom abɔdeɛ nnan+ no hwehwee fam som Onyankopɔn a ɔte ahennwa no soɔ no,+ na wɔkaa sɛ: “Amen! Monyi Yah ayɛ!”+

5 Afei ɛnne bi firi ahennwa no so baa sɛ: “Monyi Onyankopɔn ayɛ, mo a moyɛ ne nkoa+ a mosuro no nyinaa, nketewa ne akɛseɛ.”+

6 Na metee nne bi a ɛte sɛ nnipakuo kɛseɛ bi nne ne nsuo pii ne aprannaa a ano yɛ den nnyegyeeɛ. Wɔkaa sɛ: “Monyi Yah ayɛ,+ ɛfiri sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ+ no afiri aseɛ redi hene.+ 7 Momma yɛnni ahurisie na yɛn ani nnye mmoro so, na momma yɛnhyɛ no animuonyam,+ ɛfiri sɛ Adwammaa no ayeforɔhyia+ aduru+ na ne yere asiesie ne ho.+ 8 Aane, wɔama no kwan sɛ ɔmfira nwera pa a ɛho te hyɛnn, ɛfiri sɛ nwera pa no gyina hɔ ma akronkronfoɔ no adetenenee.”+

9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Twerɛ sɛ: Anigyeɛ ne wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn+ Adwammaa no ayeforɔhyia apontoɔ ase.”+ Bio nso, ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yei ne nokwasɛm a ɛfiri Onyankopɔn hɔ.”+ 10 Afei mehwee ne nan ase sɛ merekoto no.+ Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ yie! Nyɛ saa!+ Meyɛ akoa ara kwa te sɛ wo ne wo nuanom a wɔkura Yesu ho adansedie adwuma mu no.+ Som Onyankopɔn;+ ɛfiri sɛ Yesu ho adansedie na ɛma wɔhyɛ nkɔm.”+

11 Na mehunuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa bi nie.+ Na wɔfrɛ deɛ ɔte ne soɔ no Ɔnokwafoɔ+ a wɔwɔ Ne mu ahotɔsoɔ,+ na ɔbu atɛn, tu sa tenenee mu.+ 12 N’ani yɛ gyaframa,+ na ahemmotire bebree bobɔ ne ti.+ Ɔwɔ din+ bi a wɔatwerɛ a obiara nnim gye ɔno nko ara, 13 na ɔhyɛ atadeɛ ngugusoɔ bi a mogya abɔ apete mu,+ na edin a wɔde frɛ no ne Onyankopɔn Asɛm.+ 14 Afei nso na asafodɔm a wɔwɔ soro no tete apɔnkɔ fitafitaa so di n’akyi hyehyɛ nwera pa fitaa a ɛho teɛ. 15 Na nkrantɛ tenten nnamnam bi firi n’anom pue+ a ɔde bɛbobɔ amanaman no, na ɔde dadeɛ poma bɛyɛn wɔn.+ Na bio nso ɔtiatia adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn abufuhyeɛ+ nsã-kyi-amena+ no so. 16 Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ agu n’atadeɛ ngugusoɔ mu wɔ ne srɛ so sɛ, ahemfo mu Hene ne awuranom mu Awurade.+

17 Afei nso mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔgyina awia mu, na ɔde nne kɛseɛ teaam ka kyerɛɛ nnomaa+ a wɔtu fa wiem nyinaa sɛ: “Mommra mmɛhyia Onyankopɔn apontoɔ kɛseɛ no ase, 18 na mommɛdi ahemfo nam+ ne asahene nam ne ahoɔdenfoɔ+ nam ne apɔnkɔ+ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ no nam, ne obiara nam, adehyeɛ ne nkoa, nketewa ne akɛseɛ.”

19 Na mehunuu akekaboa+ no ne asase so ahemfo+ ne wɔn asafodɔm a wɔaboaboa wɔn ho ano sɛ wɔne deɛ ɔte ɔpɔnkɔ no soɔ+ no ne ne dɔm rebɛko.+ 20 Na wɔkyee aboa+ no ne atorɔ diyifoɔ+ a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne+ wɔ n’anim de daadaa wɔn a wɔnyaa aboa no agyinahyɛdeɛ+ no ne wɔn a wɔsom ne honi+ no. Afei wɔtoo wɔn mmienu nyinaa animono guu egya tadeɛ a sɔfe wom no mu.+ 21 Na wɔn a aka no, wɔde deɛ ɔte pɔnkɔ no so+ no nkrantɛ tenten a ɛfiri n’anom+ baeɛ no kunkum wɔn. Na nnomaa+ no nyinaa dii wɔn nam+ mee.+

20 Mehunuu sɛ ɔbɔfoɔ bi firi soro resiane a ɔkura amena donkodonko+ no ano safoa ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛseɛ bi wɔ ne nsam. 2 Na ɔkyee ɔtweaseɛ+ no, ɔwɔ dada+ a ɔne Ɔbonsam+ ne Satan+ no, na ɔkyekyeree no mfeɛ apem. 3 Na ɔtoo no twenee amena+ no mu, na ɔtoo ne mu sɔɔ ano na wantumi ankɔdaadaa amanaman no bio kɔsi sɛ mfeɛ apem no bɛba awieeɛ. Yeinom akyi no ɛsɛ sɛ wɔgyaa no kakra.+

4 Na mehunuu nhennwa,+ na na ebinom tete so, na wɔmaa wɔn tumi a wɔde bɛbu atɛn.+ Aane, mehunuu wɔn a Yesu ho adansedie ne Onyankopɔn ho asɛnka nti wɔde akuma kunkum wɔn no akra, ne wɔn a wɔankoto akekaboa+ no anaa ne honi+ no na wɔannye agyinahyɛdeɛ no wɔ wɔn moma so ne wɔn nsa ho no.+ Na wɔbaa nkwa mu ne Kristo bɛdii adeɛ+ mfeɛ apem. 5 (Na awufoɔ+ nkaeɛ no amma nkwa mu kɔsii sɛ mfeɛ apem no baa awieeɛ.)+ Yei ne owusɔreɛ a ɛdi kan+ no. 6 Anigyeɛ+ ne kronkron+ ne obiara a ɔnya owusɔreɛ a ɛdi kan no mu kyɛfa; yeinom so na owuprenu+ nni tumi,+ na mmom wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ,+ na wɔne no bɛdi hene mfeɛ apem.+

7 Afei sɛ mfeɛ apem no nya wie duru ara pɛ a, wɔbɛsane Satan afiri n’afiase, 8 na ɔbɛfiri adi akɔdaadaa amanaman a ɛwɔ asase afanan no, Gog ne Magog, na waboaboa wɔn ano ama ɛko. Yeinom dodoɔ te sɛ mpoano anwea.+ 9 Na wɔtrɛɛ wɔ asase no so, na wɔtwaa akronkronfoɔ+ no nsraban ne kuro a wɔdɔ no+ no ho hyiaeɛ. Na egya firi soro bɛhyee wɔn.+ 10 Na wɔtoo Ɔbonsam+ a na ɔredaadaa wɔn no too egya tadeɛ a sɔfe wom no mu, baabi a na aboa+ no ne atorɔ diyifoɔ no wɔ dada no;+ na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.

11 Na mehunuu ahennwa kɛseɛ fitaa bi ne deɛ ɔte soɔ no.+ Asase ne ɔsoro dwane firii n’anim,+ na wɔannya baabiara amma wɔn. 12 Na mehunuu awufoɔ, akɛseɛ ne nketewa,+ sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim, na wɔbuebuee nwoma mmobɔeɛ mu. Na wɔbuee nwoma foforɔ mu; ɛno ne nkwa nwoma no.+ Na wɔde nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma ahodoɔ no mu no buu awufoɔ no atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.+ 13 Na ɛpo yii emu awufoɔ+ maeɛ, na owuo ne Adamena* yii emu awufoɔ maeɛ, na wɔbuu wɔn atɛn mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.+ 14 Na wɔtoo owuo+ ne Adamena guu gya tadeɛ no mu. Yei ne owuprenu+ no, egya tadeɛ no.+ 15 Afei nso obiara a wɔanhu no nkwa nwoma+ no mu no, wɔtoo no too egya tadeɛ+ no mu.

21 Mehunuu ɔsoro foforɔ+ ne asase foforɔ,+ na kane soro+ ne kane asase+ no atwam, na ɛpo+ nni hɔ bio. 2 Afei nso mehunuu kuro kronkron,+ Yerusalem Foforɔ no, sɛ ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn wɔ ɔsoro+ resiane a wɔasiesie no sɛ ayeforɔ+ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.+ 3 Afei metee nne kɛseɛ bi firii ahennwa no so sɛ: “Hwɛ! Onyankopɔn ntomadan+ wɔ adasamma mu, na ɔne wɔn bɛtena+ na wɔayɛ ne man.+ Na Onyankopɔn no ara ne wɔn bɛtena.+ 4 Na ɔbɛpepa wɔn aniwam nisuo+ nyinaa, na owuo nni hɔ bio,+ na awerɛhoɔ ne esũ ne yea nso nni hɔ bio.+ Kane nneɛma no atwam.”+

5 Na Deɛ ɔte ahennwa+ no soɔ no kaa sɛ: “Hwɛ! mereyɛ nneɛma nyinaa foforɔ.”+ Ɔsan kaa sɛ: “Twerɛ, ɛfiri sɛ nsɛm yi wom, na ɛyɛ nokorɛ.” 6 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Anya aba mu! Mene Alfa ne Omega,* mfitiaseɛ ne awieeɛ.+ Mɛma obiara a sukɔm de no nkwa asutire mu nsuo no bi kwa.+ 7 Obiara a ɔdi nkonim no nsa bɛka yeinom, na mɛyɛ ne Nyankopɔn,+ na wayɛ me ba.+ 8 Nanso ahufoɔ ne wɔn a wɔnni gyidie+ ne wɔn a wɔn ho nteɛ a wɔyɛ atantanneɛ+ ne awudifoɔ+ ne adwamammɔfoɔ+ ne wɔn a wɔdi ahonhonsɛm ne abosonsomfoɔ+ ne atorofoɔ+ nyinaa deɛ, wɔbɛnya wɔn kyɛfa wɔ tadeɛ a egya+ ne sɔfe+ dɛre mu no mu. Yei ne owuprenu no.”+

9 Ɛnna abɔfoɔ nson a wɔkurakura nkuruwa nson a ɔhaw nson a ɛtwa toɔ+ no ayɛ no mama no baako baeɛ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Bra na menkyerɛ wo ayeforɔ no, Adwammaa no yere+ no.” 10 Enti ɔnam honhom no tumi so de me kɔɔ bepɔ+ tenten kɛseɛ bi so, na ɔkyerɛɛ me kuro kronkron+ Yerusalem sɛ ɛfiri soro, Onyankopɔn nkyɛn, resiane,+ 11 na ɛwɔ Onyankopɔn animuonyam.+ Na ɛhyerɛn te sɛ ɛboɔ a ne boɔ yɛ den paa, ɛte sɛ ahwehwɛboɔ hyɛnhyɛn.+ 12 Na ɛwɔ fasuo+ tenten kɛseɛ bi ne apono dumienu, na abɔfoɔ dumienu gyinagyina apono no ano, na wɔatwerɛtwerɛ Israel mma mmusuakuo dumienu no din wɔ ho.+ 13 Na apono mmiɛnsa wɔ apueeɛ, apono mmiɛnsa wɔ atifi, apono mmiɛnsa wɔ anafoɔ, na apono mmiɛnsa wɔ atɔeɛ.+ 14 Na kuro no fasuo nso wɔ fapem+ dumienu a wɔatwerɛtwerɛ edin dumienu wɔ soɔ; ɛyɛ Adwammaa no asomafoɔ+ dumienu no din.

15 Ná deɛ ɔne me rekasa no kura sika demmire+ a ɔde bɛsusu kuro no ne n’apono ne ne fasuo.+ 16 Kuro no yɛ ahinanan, na ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ nyinaa yɛ pɛ. Na ɔde susudua no susuu kuro+ no; na ɛyɛ nkwansimma mpem dumienu; ne tenten, ne tɛtrɛtɛ, ne ne sorokɔ yɛ pɛpɛɛpɛ. 17 Afei ɔsusuu ne fasuo no, basafa ɔha aduanan nnan; ɔde onipa susudua a berɛ korɔ no ara ɛyɛ ɔbɔfoɔ deɛ na ɛsusuiɛ. 18 Wɔde ahwehwɛboɔ+ na ɛtoo ɔfasuo no, na na kuro no yɛ sika amapa te sɛ ahwehwɛ a animu teɛ. 19 Wɔde aboɔden aboɔ+ ahodoɔ nyinaa bi na ɛhyehyɛɛ fapem+ a kuro no fasuo gyina soɔ no: na fapem a ɛdi kan no yɛ ahwehwɛboɔ,+ deɛ ɛtɔ so mmienu no yɛ hoaboɔ,+ deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ mununkumboɔ, deɛ ɛtɔ so nnan no yɛ ahahammonoboɔ,+ 20 deɛ ɛtɔ so nnum no yɛ ɛtɔnboɔ, deɛ ɛtɔ so nsia no yɛ bogyanamboɔ, deɛ ɛtɔ so nson no yɛ sikabereɛboɔ,+ deɛ ɛtɔ so nwɔtwe no yɛ apopobibireboɔ, deɛ ɛtɔ so nkron no yɛ akraateboɔ,+ deɛ ɛtɔ so du no yɛ dɛnkyɛmmoɔ, deɛ ɛtɔ so dubaako no yɛ owisiboɔ, deɛ ɛtɔ so dumienu no yɛ beredumboɔ.+ 21 Na apono dumienu no nso yɛ nhwene pa dumienu; wɔde ahweneɛ+ baako na ɛyɛɛ apono no mu biara. Na kuro no mmɔnten yɛ sika amapa, te sɛ ahwehwɛ a animu da hɔ.

22 Na manhunu asɔrefie bi wom,+ ɛfiri sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ+ Yehowa+ Nyankopɔn ne Adwammaa+ no na wɔyɛ n’asɔrefie.+ 23 Na kuro no nhia awia ne bosome hann, ɛfiri sɛ Onyankopɔn animuonyam ma ɛhɔ hyerɛn,+ na Adwammaa no ne ne kanea.+ 24 Na amanaman no bɛnante ne hann mu,+ na asase so ahemfo de wɔn animuonyam bɛba mu.+ 25 Na wɔrentoto n’apono mu koraa awia,+ ɛfiri sɛ adeɛ rensa wɔ hɔ.+ 26 Na wɔde amanaman no animuonyam ne wɔn anidie bɛba mu.+ 27 Nanso adehunu biara ne obiara a ɔkɔ so yɛ akyiwadeɛ+ bi anaa ɔtwa nkontompo+ no remma mu da,+ gye wɔn a wɔatwerɛ wɔn din wɔ Adwammaa no nkwa nwoma no mu no nko ara.+

22 Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsuo asubɔnten+ a ani te te sɛ ahwehwɛboɔ a ɛsene firi Onyankopɔn ne Adwammaa+ no ahennwa no mu 2 na ɛba ne kwantempɔn mfimfini no. Na nkwa nnua+ a ɛso aba ahodoɔ dumienu sisi asubɔnten no afanu nyinaa, na ɛso aba bosome biara.+ Na nnua no nhahan na wɔde sa amanaman no yareɛ.+

3 Na nnome biara remma bio.+ Na Onyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa+ bɛtena kuro no mu, na ne nkoa bɛsom no;+ 4 na wɔbɛhunu n’anim,+ na ne din bɛwɔ wɔn moma so.+ 5 Afei adesaeɛ bɛfiri hɔ,+ na kanea anaa awia hann ho renhia wɔn bio, ɛfiri sɛ Yehowa Nyankopɔn bɛma hann+ ahyerɛn wɔn so, na wɔbɛdi hene daa daa.+

6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Nsɛm yi wom, na ɛyɛ nokorɛ;+ aane, Yehowa, Onyankopɔn a ɔnam adiyifoɔ+ so kasaeɛ+ no somaa ne bɔfoɔ bɛkaa nneɛma a ɛtwa sɛ ɛba ntɛm+ kyerɛɛ ne nkoa. 7 Na hwɛ! mereba ntɛm.+ Anigyeɛ ne obiara a ɔdi nkɔmhyɛ asɛm a ɛwɔ nwoma yi mu no soɔ.”+

8 Me Yohane, me na metee yeinom nyinaa, na mehunuiɛ. Na berɛ a meteeɛ na mehunuiɛ no, mehwee ɔbɔfoɔ a na ɔrekyerɛ me nneɛma yi nyinaa no nan ase sɛ merekoto no.+ 9 Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ yie! Nyɛ saa! Meyɛ akoa ara kwa te sɛ wo ne wo nuanom adiyifoɔ+ ne wɔn a wɔdi nsɛm a ɛwɔ nwoma yi mu soɔ no. Som Onyankopɔn.”+

10 Ɔka kyerɛɛ me bio sɛ: “Nsɔ nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ nwoma yi mu no ano, ɛfiri sɛ berɛ a wɔahyɛ no abɛn.+ 11 Deɛ ɔyɛ amumuyɔdeɛ no nkɔ so nyɛ amumuyɔdeɛ;+ na deɛ ne ho agu fĩ no ho nkɔ so ngu fĩ;+ nanso ɔteneneeni+ nkɔ so nyɛ adetenenee, na ɔkronkronni nkɔ so nyɛ kronkron.+

12 “‘Hwɛ! mereba ntɛm,+ na mewɔ akatua+ wɔ me nkyɛn a mede bɛma obiara sɛdeɛ n’adwuma teɛ.+ 13 Mene Alfa ne Omega,*+ odikanfoɔ ne okyikafoɔ,+ mfitiaseɛ ne awieeɛ. 14 Anigyeɛ ne wɔn a wɔhoro wɔn ntadeɛ,+ sɛdeɛ wɔbɛnya tumi de akɔ nkwa nnua+ no ho na wɔanya kwan afa kuro no apono mu akɔ mu.+ 15 Na kuro no akyi na nkraman+ ne wɔn a wɔdi ahonhonsɛm+ ne adwamammɔfoɔ+ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdi atorɔ+ nyinaa wɔ.’

16 “‘Me, Yesu, na mesomaa me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛdi yeinom ho adanseɛ nkyerɛ mo mma asafo ahodoɔ no. Mene Dawid nhini+ ne n’aseni,+ adekyeeɛ nsoromma+ a ɛhyerɛn no.’”

17 Na honhom+ no ne ayeforɔ+ no kɔ so ara ka sɛ: “Bra!” Na ma deɛ ɔteɛ biara nka sɛ: “Bra!”+ Na ma deɛ sukɔm de no biara mmra;+ na ma deɛ ɔpɛ biara mmɛgye nkwa nsuo kwa.+

18 “Medi obiara a ɔte nwoma yi mu nkɔmhyɛ nsɛm no adanseɛ sɛ: Sɛ obi de biribi ka yeinom ho a,+ Onyankopɔn de ɔhaw+ a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no bɛka ne ho; 19 na sɛ obi yi asɛm bi firi nkɔmhyɛ nwoma yi mu a, Onyankopɔn bɛyi ne kyɛfa afiri nkwa nnua+ no ne kuro kronkron+ no mu, deɛ wɔatwerɛ ho asɛm wɔ nwoma yi mu no.

20 “Deɛ ɔdi yeinom ho adanseɛ no ka sɛ, ‘Aane; mereba ntɛm.’”+

“Amen! Awurade Yesu, bra.”

21 Awurade Yesu Kristo adom nka akronkronfoɔ no.+

[Aseɛ hɔ nsɛm]

Ɛgyina hɔ ma Hela ntwerɛdeɛ a ɛdi kan ne deɛ ɛtwa toɔ.

Anaasɛ “Hades.” Deɛ ɛkyerɛ ne adasamma adamena. Hwɛ Nkekaho 4.

Anaasɛ “Hades.” Deɛ ɛkyerɛ ne adasamma adamena. Hwɛ Nkekaho 4.

Adeɛ bi a ɛte sɛ atuduro a wɔde gu egya mu ma ɛdɛre; wɔde gu egya mu a ɛbɔn.

Deɛ ɛkyerɛ paa ne “mmaabunu.”

Anaasɛ “Hades.” Deɛ ɛkyerɛ ne adasamma adamena. Hwɛ Nkekaho 4.

Hwɛ Adiyisɛm 1:8 aseɛ hɔ asɛm.

Hwɛ Adiyisɛm 1:8 aseɛ hɔ asɛm.

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane