Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt 1 Samuel 1:1-31:13
  • 1 Samuel

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1 Samuel
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
1 Samuel

SAMUEL NWOMA A ƐDI KAN

1 Ná ɔbarima bi wɔ Ramataim-Sofim,*+ Efraim+ mmepɔ mu, na na ne din de Elkana.+ Ná ɔyɛ Efraimni, na na ne papa ne Yeroham a ɔyɛ Elihu ba, Tohu ba, Suf ba. 2 Ná ɔwɔ yerenom mmienu, baako din de Hanah, na baako nso din de Penina. Ná Penina wɔ mma, na Hanah deɛ, na ɔnni ba. 3 Afe biara, na ɔbarima yi firi ne kurom kɔ Silo kɔsom* na ɔkɔbɔ afɔreɛ ma asafo Yehowa.+ Saa berɛ no, na Eli mma mmienu, Hofni ne Finehas,+ yɛ Yehowa asɔfoɔ+ a wɔsom wɔ hɔ.

4 Da bi, Elkana bɔɔ afɔreɛ, na ɔde ne yere Penina ne ne mma mmarima ne ne mma mmaa nyinaa kyɛfa maa wɔn;+ 5 Hanah deɛ, na ne kyɛfa no yɛ soronko, ɛfiri sɛ Hanah na na ne kunu dɔ no paa, nanso na Yehowa mmaa no nwoo mma.* 6 Afei nso, daa na ne kora no bɔ no akutia de teetee no, ɛfiri sɛ na Yehowa mmaa no nwoo mma. 7 Saa na na afe biara ɔyɛ; berɛ biara, sɛ Hanah kɔ Yehowa fie+ a, ne kora no bɔ no akutia ara ma ɛno nti ɔsu, na ɔnnidi. 8 Ɛnna ne kunu Elkana bisaa no sɛ: “Hanah, adɛn nti na woresu na wonnidi? Adɛn nti na woredi awerɛhoɔ saa? Mensom bo mma wo nsene mma mmarima du anaa?”

9 Berɛ a wɔdidi nom wiee wɔ Silo no, Hanah sɔreeɛ. Saa berɛ no, na ɔsɔfoɔ Eli te adwa so wɔ Yehowa asɔrefie*+ no aponnwa ho. 10 Ná Hanah werɛ aho* paa, na ɔbɔɔ Yehowa mpaeɛ,+ na ɔsuu pii. 11 Na ɔkaa ntam sɛ: “O asafo Yehowa, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabarima a,+ ɛnneɛ mede no bɛma Yehowa ne nkwa nna nyinaa, na yiwan renka ne ti.”+

12 Ɔbɔɔ mpaeɛ wɔ Yehowa anim kyɛeɛ, na berɛ a ɔgu so nyinaa, na Eli rehwɛ n’ano. 13 Hanah kasaa wɔ n’akoma mu. N’ano kɛkɛ na ɔbesebeseeɛ; kasa no ampue. Enti Eli faa no sɛ waboro nsã. 14 Eli ka kyerɛɛ no sɛ: “Wobɛboro nsã akɔsi da bɛn? Gyae nsã no nom.” 15 Na Hanah buaa sɛ: “Ɛnte saa, me wura! Meyɛ ɔbaa a mabotoɔ;* memfaa bobesa anaa nsã biara nkaa m’ano, na mmom merehwie m’akoma mu asɛm* agu Yehowa so.+ 16 Mmu w’afenaa sɛ ɔbaa huhuni, ɛfiri sɛ mede ahometeɛ ne awerɛhoɔ na akasa abɛsi sɛsɛɛ.” 17 Ɛnna Eli buaa sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ, na Israel Nyankopɔn mma wo w’abisadeɛ a wode too n’anim no.”+ 18 Na ɔno nso kaa sɛ: “Ma w’afenaa nnya w’anim adom.” Ɛnna ɔsiim kɔeɛ, na ɔkɔdidiiɛ, na n’anim anyɛ mmɔbɔmmɔbɔ bio.

19 Na abusua no sɔree anɔpatutuutu kɔkotoo Yehowa anim, na ɛno akyi no, wɔsan baa wɔn fie wɔ Rama.+ Elkana ne ne yere Hanah daeɛ, na Yehowa kaee no.+ 20 Ɛdii afe no,* na Hanah anyinsɛn awo ɔbabarima, na ɔtoo+ ne din Samuel,* ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ, “Mesrɛɛ no firii Yehowa hɔ.”

21 Akyire yi, Elkana ne ne fiefoɔ nyinaa kɔɔ sɛ ɔrekɔbɔ afɔreɛ ama Yehowa na ɔde ne bɔhyɛ adeɛ ama sɛdeɛ ɔyɛ no afe afe+ no. 22 Na Hanah deɛ, wankɔ bi,+ na mmom ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: “Sɛ abɔfra no twa nufoɔ ara pɛ a, mede no bɛkɔ, na wakɔpue Yehowa anim, na watena hɔ afebɔɔ.”+ 23 Ɛnna ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ deɛ wote nka sɛ ɛyɛ,* na tena fie kɔsi sɛ wobɛtwa no nufoɔ. Yehowa mma deɛ woaka no mmra mu.” Na ɔbaa no tenaa fie hwɛɛ ne ba no kɔsii sɛ ɔtwaa no nufoɔ.

24 Enti berɛ a ɔtwaa no nufoɔ no, ntɛm ara na ɔde no kɔɔ Silo. Ɔrekɔ no, ɔfaa nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa, esiam efa* baako, ne bobesa ahina kɛseɛ ma,+ na ɔde abɔfra no baa Yehowa fie wɔ Silo.+ 25 Ɛnna wɔkum nantwinini no, na wɔde abɔfra no kɔmaa Eli. 26 Afei ɔbaa no kaa sɛ: “Me wura, mepa wo kyɛw! Sɛ́ wote ase* yi, me wura, mene ɔbaa a ɔbɛgyinaa wo nkyɛn wɔ ha bɔɔ Yehowa mpaeɛ no.+ 27 Abɔfra yi ho mpaeɛ na mebɔeɛ no, na Yehowa nso ayɛ m’abisadeɛ a mede too n’anim no ama me.+ 28 Na me nso mede no refɛm Yehowa. Ne nna a ɔde bɛtena ase nyinaa, mede no afɛm Yehowa.”

Na ɔkotoo* Yehowa wɔ hɔ.

2 Ɛnna Hanah bɔɔ mpaeɛ sɛ:

“M’akoma di ahurisie wɔ Yehowa mu;+

Yehowa ama m’abɛn* so.

Matumi abue m’ano akasa akyerɛ m’atamfo,

Ɛfiri sɛ wo nkwagyeɛ mu na medi ahurisie.

 2 Obiara nni hɔ a ɔyɛ kronkron sɛ Yehowa;

Obiara nte sɛ wo,+

Na ɔbotan biara nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.+

 3 Mommfa ahomasoɔ nnkasa bio,

Mommma asɛm a obuo nnim biara mmpue mmfiri mo anom,

Ɛfiri sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn nimdefoɔ,+

Na nneyɛɛ nyinaa, ɔno na ɔtumi kari no yie.

 4 Akatakyie agyan sɛe,

Nanso wɔn a wɔyɛ mmerɛ no nya ahoɔden foforɔ.+

 5 Deɛ na aduane abu ne so no, ɔbɛyɛ ɔpaani ansa na wanya aduane* adi,

Nanso deɛ na ɔdi kɔm no, ɛkɔm renne no bio.+

Obonin awo mma nson,+

Nanso ɔbaa a ɔwɔ mma bebree no bɛyɛ ankonam.*

 6 Yehowa na ɔkum, na ɔno na ɔkora nkwa so,*

Ɔno na ɔma nnipa siane kɔ Adamena* mu, na ɔno na ɔma wɔn so firi hɔ.+

 7 Yehowa na ɔma onipa di hia, na ɔma onipa di yie;+

Ɔno na ɔbrɛ onipa ase, na ɔma onipa so.+

 8 Ɔma ɔbrɛfoɔ so firi mfuturo mu,

Na ɔma ohiani so firi sumina* so;+

Ɔde no tena adehyeɛ mu,

Na ɔhyɛ no animuonyam.

Yehowa na asaase nnyinasoɔ wɔ no,+

Na ɔde asaase asi so.

 9 Ɔwɛn n’anokwafoɔ anammɔn,+

Na nnebɔneyɛfoɔ deɛ, ɔbɛma wɔayera wɔ sum mu,+

Ɛfiri sɛ ɛnyɛ onipa ahoɔden na ɛma ɔdi nkonim.+

10 Wɔn a wɔne Yehowa di asie no, ɔbɛsɛe wɔn;*+

Ɔbɛma aprannaa afiri soro abobom agu wɔn so.+

Yehowa bɛbu atɛn akɔduru asaase ano.+

Ɔde tumi bɛma ne hene,+

Na deɛ wasra no no, ɔbɛma n’abɛn so.”*+

11 Afei Elkana kɔɔ ne fie wɔ Rama. Abɔfra no deɛ, ɔbɛyɛɛ Yehowa somfoɔ+ wɔ ɔsɔfoɔ Eli anim.

12 Saa berɛ no, na Eli mma no yɛ nnipabɔnefoɔ,+ na na wɔmmu Yehowa koraa. 13 Asɔfoɔ kyɛfa a ɔman no de ma wɔn no,+ deɛ na wɔyɛ wɔn deɛ nie: Sɛ obi bɛbɔ afɔreɛ na sɛ wɔrenoa nam no a, asɔfoɔ no asomfoɔ de adinam a ano yɛ mmiɛnsa ba, 14 na wɔde bɛbɔ ɛsɛn, kwansɛn, dadesɛn anaa kukuo no mu. Deɛ adinam no bɛyi aba biara, asɔfoɔ no fa. Israelfoɔ a wɔbaa Silo nyinaa, saa na wɔde yɛɛ wɔn. 15 Bio nso, berɛ a wɔnnya nhyee sradeɛ+ no, asɔfoɔ no asomfoɔ ba, na wɔbɛka kyerɛ deɛ ɔrebɔ afɔreɛ no sɛ: “Ma me nam na wɔntoto mma ɔsɔfoɔ; ɔmpɛ nam a wɔanoa, nammono mmom na ɔpɛ.” 16 Nanso sɛ onii no ka kyerɛ no sɛ: “Ma yɛnni kan nhye sradeɛ+ no ansa, na ɛno akyi no wobɛtumi afa deɛ wopɛ* biara” a, ɔka sɛ: “Daabi, fa ma me seesei ara; anyɛ saa a, me ara mɛfa!” 17 Enti, na wɔn* bɔne so paa wɔ Yehowa ani so,+ ɛfiri sɛ mmarima no buu Yehowa afɔrebɔdeɛ animtia.

18 Saa berɛ no nyinaa na Samuel hyɛ efɔd* a wɔde nwera ayɛ+ resom+ wɔ Yehowa anim, ɛmfa ho sɛ na ɔyɛ abɔfra no. 19 Afei nso, na ne maame taa pam nwera ataadeɛ nsasini ketewa bi ma no, na afe biara sɛ ɔne ne kunu rebɛbɔ afe afe afɔreɛ no+ a, na ɔde abrɛ no. 20 Eli hyiraa Elkana ne ne yere sɛ: “Yehowa mma wonnya asefoɔ mfiri ɔbaa yi mu mfa nhyɛ deɛ wode no afɛm Yehowa no ananmu.”+ Afei wɔsiim kɔɔ wɔn kurom. 21 Yehowa twaa n’ani bɛhwɛɛ Hanah, na ɔnyinsɛneeɛ,+ na ɔwoo mma mmarima mmiɛnsa ne mma mmaa mmienu kaa ho. Na abɔfra Samuel nyinii wɔ Yehowa anim.+

22 Ná Eli abɔ akɔkoraa posoposo, nanso deɛ na ne mma mmarima no de yɛ Israelfoɔ nyinaa no, na wate ho asɛm.+ Afei nso, na wate sɛ mmaa a wɔsom wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano no, ne mma no ne wɔn da.+ 23 Deɛ na daa ɔka kyerɛ wɔn ne sɛ: “Adɛn nti na moyɛ saa? Mo ho nsɛm a mete firi ɔmanfoɔ no nyinaa hɔ nyɛ. 24 Daabi, me mma, mo ho nsɛm a meretete wɔ Yehowa man mu no nyɛ. 25 Sɛ onipa yɛ ne yɔnko nipa bɔne a, obi bɛtumi asrɛ Yehowa ama no, nanso sɛ onipa yɛ Yehowa bɔne+ a, hwan na ɔbɛtumi abɔ mpaeɛ ama no?” Ne nyinaa akyi no, wɔantie wɔn papa, ɛfiri sɛ na Yehowa ayɛ n’adwene sɛ ɔbɛkunkum wɔn.+ 26 Saa berɛ no nyinaa na abɔfra Samuel gu so renyini, na na Yehowa ne nnipa nyinaa pɛ n’asɛm.+

27 Onyankopɔn nipa bi baa Eli nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Berɛ a wo papa fiefoɔ wɔ Egypt a wɔyɛ nkoa wɔ Farao fie no, manyi me ho adi ankyerɛ wɔn anaa?+ 28 Meyii wo nana firii Israel mmusuakuo nyinaa mu+ sɛ ɔnsom sɛ me sɔfoɔ na ɔmforo m’afɔrebukyia+ nkɔbɔ afɔreɛ, ɔnhye aduhwam,* na ɔnhyɛ efɔd wɔ m’anim; mede deɛ Israelfoɔ* de bɔ afɔreɛ wɔ gya so nyinaa maa wo nana fiefoɔ.+ 29 M’afɔrebɔdeɛ ne m’ayɛyɛdeɛ a maka sɛ momfa mmra me tenabea hɔ+ no, adɛn nti na mobu no animtia?* Adɛn nti na wodi wo mma no ni sene me? Afɔrebɔdeɛ a me man Israel de ba no, adɛn na moadi papa a ɛwom no ayeyɛ akɛseɛ?+

30 “‘Ɛno nti, Yehowa, Israel Nyankopɔn asɛm nie: “Me ara na mekaa sɛ, wo fie ne wo nana fie deɛ, wɔbɛsom me akɔsi daa.”+ Nanso seesei deɛ, deɛ Yehowa aka nie: “Ɛmpare me sɛ mɛyɛ saa, ɛfiri sɛ wɔn a wɔdi me ni no, me nso mɛdi wɔn ni,+ na wɔn a wɔbu me animtia no, meremfa wɔn nyɛ hwee.” 31 Hwɛ! Nna bi reba a mɛma tumi* abɔ wo ne wo papa fie, na obiara rennyini nkyɛ wɔ wo fie.+ 32 Nneɛma pa na wɔbɛyɛ ama Israel, nanso wo deɛ, ɔtamfo na wobɛhu no wɔ me tenabea hɔ,+ na akɔkoraa deɛ, ebi renka wo fie bio. 33 Mɛma wo ho nipa bi akɔ so asom wɔ m’afɔrebukyia ho, na ne nti w’ani bɛsɛe na woadi awerɛhoɔ;* na nnipa de sekan bɛkunkum wo fiefoɔ dodoɔ no ara.+ 34 Deɛ ɛbɛto wo mma mmarima mmienu, Hofni ne Finehas no, ɛno na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne ama wo: Da koro na wɔn mmienu nyinaa bɛwuwu.+ 35 Afei mɛma ɔsɔfoɔ nokwafoɔ bi aba.+ Deɛ ɛda m’akoma so na ɔbɛyɛ;* na mɛkyekye efie ama no daa, na ɔbɛdi sɔfo ama deɛ masra no no. 36 Obiara a ɔbɛka wɔ wo fie no bɛba abɛkoto no apɛ adwuma de agye akatua ne paanoo, na ɔbɛka sɛ: “Mesrɛ wo, ma me asɔfodwuma no bi nyɛ na manya paanoo sini bi adi.”’”+

3 Saa berɛ no nyinaa, na abɔfra Samuel resom+ Yehowa wɔ Eli anim, nanso na Yehowa asɛm ho ayɛ na, na na anisoadehunu+ nso ho ayɛ den.

2 Da bi, na Eli da ne dan mu; ná n’ani so ayɛ wisiwisi, na na ɔnhunu adeɛ.+ 3 Ná kanea a ɛwɔ Onyankopɔn fie+ no nnya nnumiiɛ, na Samuel ada wɔ Yehowa asɔrefie*+ hɔ; ɛhɔ na na Onyankopɔn Adaka no wɔ. 4 Ɛnna Yehowa frɛɛ Samuel, na ɔgyee so sɛ: “Mereba o.” 5 Na ɔtuu mmirika kɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: “Menie, wofrɛɛ me anaa?” Nanso ɔkaa sɛ: “Memfrɛɛ wo. San kɔda.” Ɛnna ɔkɔdaeɛ. 6 Yehowa frɛɛ no bio sɛ: “Samuel!” Na Samuel sɔreeɛ na ɔkɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: “Menie, wofrɛɛ me anaa?” Nanso ɔkaa sɛ: “Me ba, memfrɛɛ wo. San kɔda.” 7 (Saa berɛ no, na Samuel nnya nhuu Yehowa, na na Yehowa nnya mfirii aseɛ nyii n’asɛm adi nkyerɛɛ no.)+ 8 Yehowa frɛɛ no ne mprɛnsa so sɛ: “Samuel!” Ɛnna ɔsɔreeɛ, na ɔkɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: “Menie, wofrɛɛ me anaa?”

Ɛhɔ na Eli huu sɛ ɛyɛ Yehowa na ɔrefrɛ abɔfra no. 9 Enti Eli ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Kɔda, na sɛ ɔfrɛ wo a ka sɛ, ‘Yehowa, kasa na w’akoa retie.’” Na Samuel san kɔdaeɛ.

10 Yehowa bɛgyinaa hɔ frɛɛ no te sɛ kane no, na ɔkaa sɛ: “Samuel, Samuel!” Ɛnna Samuel kaa sɛ: “Kasa, na w’akoa retie.” 11 Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Hwɛ! Merebɛyɛ adeɛ bi wɔ Israel, na obiara a ɔbɛte no, n’aso mmienu nyinaa mu bɛyɛ no yɔnn.+ 12 Ɛda no, deɛ maka atia Eli fie no, ɛfiri mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ, mɛma ne nyinaa aba mu.+ 13 Ka kyerɛ no sɛ bɔne a ɔno ara nim no nti,+ merebu ne fie atɛn akɔsi daa, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne mma redome Onyankopɔn,+ nanso wanka wɔn anim.+ 14 Ɛno nti na maka ntam agu Eli fie so sɛ, afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ biara rentumi mpata Eli fie bɔne no da.”+

15 Samuel daa hɔ kɔsii anɔpa, na ɔbuebuee Yehowa fie apono no. Ná Samuel suro sɛ ɔbɛka anisoadehunu no akyerɛ Eli. 16 Ɛnna Eli frɛɛ Samuel sɛ: “Me ba Samuel!” Na ɔkaa sɛ: “Menie.” 17 Ɔbisaa no sɛ: “Asɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ wo? Mesrɛ wo mfa nsie me. Sɛ wode asɛm a ɔka kyerɛɛ wo no baako mpo sie me a, Onyankopɔn ntua wo ka na ɔnsan mfa bi nka ho.” 18 Enti Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wamfa biribiara ansie no. Ɛnna Eli kaa sɛ: “Ɛyɛ Yehowa. Deɛ ɛyɛ wɔ n’ani so no, ma no nyɛ.”

19 Samuel kɔɔ so nyinii, na Yehowa dii n’akyi,+ na asɛm biara nni hɔ a ɔkaeɛ a wamma no amma mu.* 20 Israel nyinaa, ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba, obiara bɛhuu sɛ Samuel na Yehowa ayi no sɛ ne diyifoɔ. 21 Yehowa kɔɔ so yii ne ho adi wɔ Silo, ɛfiri sɛ Silo na Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Samuel. Yehowa nam n’asɛm so na ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no.+

4 Enti Samuel kɔɔ so kasa kyerɛɛ Israel nyinaa.

Na Israel kɔɔ sɛ wɔrekɔhyia Filistifoɔ ne wɔn akɔko, na wɔkɔsoɛɛ baabi a ɛbɛn Ebeneser; Filistifoɔ no nso kɔsoɛɛ Afek. 2 Filistifoɔ asraafoɔ boaa wɔn ho ano kɔhyiaa Israel, na Israelfoɔ dii nkoguo wɔ Filistifoɔ anim maa wɔkunkum mmarima bɛyɛ 4,000 wɔ akono. 3 Berɛ a ɔman no san baa asoɛeɛ hɔ no, Israel mpanimfoɔ no kaa sɛ: “Adɛn nti na nnɛ Yehowa ama yɛadi nkoguo* wɔ Filistifoɔ anim yi?+ Momma yɛnkɔfa Yehowa apam adaka no mfiri Silo mmra yɛn nkyɛn,+ na ɛnnye yɛn mfiri yɛn atamfo nsam.” 4 Enti ɔman no somaa mmarima kɔɔ Silo sɛ wɔnkɔfa asafo Yehowa a ɔte kerubim so*+ no apam adaka no mmra. Ná Eli mma mmarima mmienu no, Hofni ne Finehas,+ nso wɔ nokorɛ Nyankopɔn no apam adaka no ho.

5 Berɛ a Yehowa apam adaka no bɛduruu asoɛeɛ hɔ ara pɛ, Israelfoɔ nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ maa asaase wosoeɛ. 6 Filistifoɔ no nso tee osebɔ no, na wɔbisaa sɛ: “Osebɔ bɛn na ɛrekɔ so wɔ Hebrifoɔ asoɛeɛ hɔ no?” Akyire yi, wɔtee sɛ Yehowa Adaka no na wɔde aba asoɛeɛ hɔ. 7 Filistifoɔ no suroeɛ, na wɔkaa sɛ: “Onyankopɔn aba asoɛeɛ hɔ!”+ Ɛnna wɔkaa sɛ: “Asɛm ato yɛn, ɛfiri sɛ biribi saa nsii da! 8 Asɛm ato yɛn! Hwan na ɔbɛgye yɛn afiri otumfoɔ Nyankopɔn yi nsam? Onyankopɔn yi na ɔkunkum Egyptfoɔ bebree wɔ serɛ no so no.+ 9 Mo Filistifoɔ, monnya akokoɔduro, monyɛ mmarima na moansom Hebrifoɔ no sɛdeɛ wɔasom mo no;+ monyɛ mmarima na monko!” 10 Enti Filistifoɔ no koeɛ, na Israel dii nkoguo+ maa obiara dwane kɔɔ ne ntomadan mu. Nnipa a wɔwuwuiɛ no, na wɔdɔɔso paa; Israel asraafoɔ* 30,000 na wɔwuwuiɛ. 11 Afei wɔgyee Onyankopɔn Adaka no, na Eli mma mmienu no, Hofni ne Finehas nso wuwuiɛ.+

12 Saa da no, Benyamini bi firi akono hɔ tuu mmirika baa Silo; ná wasuan n’ataadeɛ mu de dɔteɛ agu ne tirim.+ 13 Berɛ a ɔbarima no bɛduruiɛ no, na Eli te adwa so wɔ kwankyɛn retwɛn, ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no+ nti, na ne yam hyehye no. Ɔbarima no kɔbɔɔ amanneɛ wɔ kuro no mu, na kuro no mufoɔ nyinaa maa wɔn nne so suiɛ. 14 Berɛ a Eli tee esũ no, ɔbisaa sɛ: “Dede bɛn na ɛrekɔ so yi?” Ɔbarima a ɔde nkra no baeɛ no yɛɛ ntɛm kɔbɔɔ Eli amanneɛ. 15 (Ná Eli adi mfeɛ 98, na na n’ani gu so kwa, ɛfiri sɛ na ɔnhunu adeɛ.)+ 16 Ɛnna ɔbarima no ka kyerɛɛ Eli sɛ: “Mene deɛ ɔfiri akono baeɛ no; ɛnnɛ yi ara na medwane firii akono baeɛ.” Enti ɔbisaa no sɛ: “Me ba, asɛm bɛn na asi?” 17 Na ɔbarima a ɔde nkra no baeɛ no buaa sɛ: “Israel adwane wɔ Filistifoɔ anim, na ɔman no adi nkoguo kɛseɛ;+ wo mma mmarima mmienu no, Hofni ne Finehas, awuwu,+ na nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no nso, wɔagye.”+

18 Saa berɛ no, na Eli te kuro pono no ano, na berɛ a ɔtee nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no ho asɛm ara pɛ, ɔte kɔɔ n’akyi wɔ n’adwa so kɔhwee fam, na ne kɔn mu bu maa no wuiɛ, ɛfiri sɛ na wabɔ akɔkoraa, na na ne mu nso yɛ duru. Ná wayɛ Israel temmufoɔ mfeɛ 40. 19 Ná n’asebaa a ɔyɛ Finehas yere nyem, na na n’awoɔ reyɛ aduru. Berɛ a ɔbaa no tee sɛ wɔagye nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no, na n’asebarima ne ne kunu nso awuwu no, awoɔ kaa no amonom hɔ ara, enti ɔkotoeɛ na ɔwoeɛ. 20 Berɛ a wɔregye no awoɔ no, na ɔrewu, na mmaa a wɔgyinagyina ne nkyɛn no kaa sɛ: “Nsuro, ɛfiri sɛ woawo ɔbabarima.” Nanso wammua, na wamfa n’adwene ankɔ so.* 21 Mmom ɔtoo abɔfra no din Ikabod,*+ na ɔkaa sɛ: “Animuonyam afiri Israel akɔdi baabi.”+ Nokorɛ Nyankopɔn no Adaka a wɔagye ne deɛ ɛtoo n’asebarima ne ne kunu nti na ɔkaa saa.+ 22 Ɔkaa sɛ: “Animuonyam afiri Israel akɔdi baabi, ɛfiri sɛ wɔagye nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no.”+

5 Berɛ a Filistifoɔ no gyee nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no,+ wɔde firi Ebeneser kɔɔ Asdod. 2 Filistifoɔ no de nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no kɔɔ Dagon fie,* na wɔde kɔsii Dagon nkyɛn.+ 3 Adeɛ kyeeɛ a Asdodfoɔ sɔree anɔpatutuutu no, na Dagon da fam ama n’anim butu fam wɔ Yehowa Adaka no anim.+ Enti wɔmaa Dagon so, na wɔsan de no sii ne siberɛ.+ 4 Da a ɛdi hɔ a wɔsɔree anɔpatutuutu no, na Dagon da fam a n’anim butu fam wɔ Yehowa adaka no anim. Ná Dagon ti ne n’abakɔn mmienu no atete gugu kwan no ano ama no aka ne fã a ɛte sɛ apataa no nko ara.* 5 Ɛno nti na ɛde bɛsi nnɛ no, Dagon asɔfoɔ ne wɔn a wɔkɔ Dagon fie nyinaa ntia Dagon pono ano wɔ Asdod no.

6 Yehowa nsa yɛɛ den wɔ Asdodfoɔ so, na ɔtuu n’ani sii wɔn so maa kooko fifirii nnipa a wɔwɔ Asdod ne mpɔtamu hɔ.+ 7 Berɛ a Asdodfoɔ hunuu deɛ aba no, wɔkaa sɛ: “Mommma Israel Nyankopɔn Adaka no nntena yɛn nkyɛn, ɛfiri sɛ ne nsa ayɛ den wɔ yɛne yɛn nyame Dagon so.” 8 Enti wɔsoma kɔboaboaa Filistifoɔ ahemfo no nyinaa ano baa wɔn nkyɛn, na wɔbisaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn Adaka no?” Ɛnna wɔkaa sɛ: “Momma wɔmfa Israel Nyankopɔn Adaka no nkɔ Gat.”+ Enti wɔde Israel Nyankopɔn Adaka no kɔɔ hɔ.

9 Berɛ a wɔde kɔɔ hɔ no, Yehowa nsa baa kuro no so maa ehu kaa wɔn papaapa. Ɔtuu n’ani sii kurom hɔfoɔ so, na ɛfiri ɔketewa so kɔsi ɔkɛseɛ so, kooko fifirii wɔn nyinaa.+ 10 Enti wɔde nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no kɔɔ Ekron.+ Berɛ a nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no duruu Ekron no, ɛhɔ ara na Ekronfoɔ no teateaam sɛ: “Wɔde Israel Nyankopɔn Adaka no aba yɛn nkyɛn de rebɛkunkum yɛne yɛn nkurɔfoɔ!”+ 11 Enti wɔsoma kɔfrɛɛ Filistifoɔ ahemfo no nyinaa bɛhyiaeɛ, na wɔkaa sɛ: “Momfa Israel Nyankopɔn Adaka no mfiri ha nsan nkɔsi ne siberɛ, na yɛne yɛn nkurɔfoɔ anwuwu.” Deɛ ɛteɛ ne sɛ, na nnipa a wɔwɔ kuro no mu nyinaa suro sɛ wɔbɛwuwu. Nokorɛ Nyankopɔn no nsa yɛɛ den paa wɔ hɔ,+ 12 na kuro no mufoɔ a wɔanwuwu no, kooko fifirii wɔn. Na kuro no sufrɛ kɔduruu soro.

6 Yehowa Adaka no+ dii Filistifoɔ asaase so abosome nson. 2 Ɛnna Filistifoɔ no frɛɛ akɔmfoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ+ no bisaa wɔn sɛ: “Yehowa Adaka no, yɛnyɛ no dɛn? Monkyerɛ yɛn ɛkwan a yɛmfa so mfa nkɔ ne siberɛ.” 3 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Sɛ mode Israel Nyankopɔn Yehowa apam adaka no rekɔ a, mommfa nsapan nnkɔ. Mmom momfa afɔdie afɔreɛ+ nka ho nkɔma no. Ɛno ansa na mobɛnya ayaresa, na mobɛhunu deɛ enti a ne nsa mfirii mo so no.” 4 Ɛnna wɔbisaa sɛ: “Afɔdie afɔreɛ bɛn na yɛmfa nkɔma no?” Na wɔkaa sɛ: “Sɛdeɛ Filistifoɔ ahemfo no dodoɔ teɛ no,+ momfa sika kɔkɔɔ nyɛ biribi te sɛ kooko nnum na momfa bi nyɛ nkura nnum, ɛfiri sɛ ɔhaw korɔ no ara na ato mo ne mo ahemfo nyinaa. 5 Monyɛ mo kooko ne nkura a wɔresɛe asaase no nsɛsoɔ,+ na monhyɛ Israel Nyankopɔn animuonyam. Ebia ɔbɛgo ne nsam ama mo ne mo nyame ne mo asaase.+ 6 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mopirim mo akoma sɛdeɛ Egyptfoɔ ne Farao pirim wɔn akoma no?+ Ɔde ɔhaw baa wɔn so+ ansa na wɔregyae Israel ama wɔakɔ.+ 7 Afei monyɛ teaseɛnam foforɔ, na mompɛ anantwibedeɛ mmienu a wɔma nufoɔ a wɔmfaa kɔndua biara ntoo wɔn so da. Momma wɔn mma no mfiri wɔn nkyɛn nkɔ fie, na momfa teaseɛnam no nsã anantwie no. 8 Momfa Yehowa Adaka no nsi teaseɛnam no so, na momfa sika kɔkɔɔ nneɛma a mode rekɔbɔ afɔdie afɔreɛ ama no no ngu adaka ketewa mu nsi nkyɛn,+ na momma no nsi kwan so nkɔ. 9 Afei momfa mo ani nni akyire. Sɛ ɛfa ne kwan so kɔ n’asaase so wɔ Bet-Semes+ a, ɛnneɛ na ɛyɛ Israel Nyankopɔn na wayɛ yɛn bɔne kɛseɛ yi; sɛ anyɛ saa a, ɛnneɛ na yɛahu sɛ ɛnyɛ ɔno na ɔde ne nsa aka yɛn; ɛyɛ asɛm ne asɛm na ahyia.”

10 Enti nkurɔfoɔ no yɛɛ saa. Wɔfaa teaseɛnam no de sesãã anantwibedeɛ mmienu a wɔma nufoɔ no, na wɔde wɔn mma no guu buo mu wɔ fie. 11 Afei wɔde Yehowa Adaka no sii teaseɛnam no so, na adaka ketewa a nkura a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ, ne wɔn kooko nsɛsoɔ no wom no, wɔde sii nkyɛn. 12 Na anantwie no faa Bet-Semes kwan so tee.+ Wɔammane ankɔ nifa anaa benkum, na wɔrekɔ nyinaa na wɔresu. Saa berɛ no nyinaa na Filistifoɔ ahemfo no di wɔn akyi; wɔdii wɔn akyi ara kɔduruu Bet-Semes hyeɛ so. 13 Ná Bet-Semesfoɔ retwa hwiit wɔ asaasetraa no so.* Berɛ a wɔmemaa wɔn ani so na wɔhuu Adaka no, wɔdii ahurisie. 14 Teaseɛnam no kɔduruu Bet-Semesni Yosua afuo mu, na ɛgyinaa ɛboɔ kɛseɛ bi ho. Wɔpaapaee teaseɛnam no nnua no, na wɔde anantwie no+ bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ maa Yehowa.

15 Lewifoɔ no+ yii Yehowa Adaka no ne adaka ketewa a ɛka ho a sika kɔkɔɔ nneɛma wom no, na wɔde sii ɛboɔ kɛseɛ no so. Ɛnna Bet-Semesfoɔ+ bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ, na wɔbobɔɔ afɔreɛ maa Yehowa saa da no.

16 Berɛ a Filistifoɔ ahemfo nnum no hunuiɛ no, wɔsan wɔn akyi kɔɔ Ekron saa da no. 17 Kooko a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ a Filistifoɔ no de kɔbɔɔ afɔdie afɔreɛ maa Yehowa no,+ baako yɛ Asdod+ deɛ, baako yɛ Gasa deɛ, baako yɛ Askelon deɛ, baako yɛ Gat+ deɛ, na baako nso yɛ Ekron+ deɛ. 18 Sɛdeɛ Filistifoɔ ahemfo nnum no nkuro dodoɔ teɛ no, saa ara na na nkura a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ no dodoɔ teɛ, nkuro a wɔabɔ ho ban ne nkuraa a ɛwɔ petee mu nyinaa.

Ɛboɔ kɛseɛ a wɔde Yehowa Adaka no sii so no ayɛ adanseɛ wɔ Bet-Semesni Yosua afuo no mu de abɛsi nnɛ. 19 Yehowa Adaka a Bet-Semesfoɔ hwɛeɛ nti, ɔkunkum wɔn. Ɔkum wɔn mu nnipa 50,070,* na ɔman no dii awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ Yehowa kunkum ɔman no mufoɔ bebree.+ 20 Ɛnna Bet-Semesfoɔ no kaa sɛ: “Hwan na ɔbɛtumi agyina Yehowa, Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron+ yi anim, na sɛ ɔfiri yɛn nkyɛn a, hwan hɔ na ɔbɛkɔ?”+ 21 Enti wɔtuu abɔfoɔ kɔɔ Kiriat-Yearimfoɔ+ nkyɛn sɛ: “Filistifoɔ no asan de Yehowa Adaka no aba. Mommra mmɛfa nkɔ mo nkyɛn.”+

7 Enti Kiriat-Yearimfoɔ no bɛfaa Yehowa Adaka no de kɔɔ Abinadab fie+ a ɛwɔ kokoɔ so no, na wɔtee ne ba Eleasar ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhwɛ Yehowa Adaka no so.

2 Adaka no kyɛɛ wɔ Kiriat-Yearim; ɛdii mfeɛ 20 wɔ hɔ, na Israelfoɔ nyinaa firii aseɛ hwehwɛɛ* Yehowa akyiri kwan.+ 3 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ: “Sɛ mo akoma nyinaa na mode aba Yehowa nkyɛn bio a,+ ɛnneɛ monyi ananafoɔ anyame+ a ɛwɔ mo mu ne Astoret ahoni+ no mfiri mo mu, na momfa mo akoma nyinaa nni Yehowa akyi na monsom ɔno nko ara,+ na ɔbɛgye mo afiri Filistifoɔ no nsam.”+ 4 Ɛnna Israelfoɔ no yiyii Baal anyame no ne Astoret ahoni no firii wɔn mu, na wɔsom Yehowa nko ara.+

5 Afei Samuel kaa sɛ: “Mommoaboa Israel nyinaa ano mmɛhyia wɔ Mispa,+ na memmɔ Yehowa mpaeɛ mma mo.”+ 6 Enti wɔboaboaa wɔn ho ano bɛhyiaa wɔ Mispa, na wɔsaa nsuo hwie guu fam wɔ Yehowa anim, na wɔyɛɛ akɔnkyene* saa da no.+ Wɔkaa wɔ hɔ sɛ: “Yɛayɛ Yehowa bɔne.”+ Afei Samuel firii aseɛ buu Israel atɛn+ wɔ Mispa.

7 Berɛ a Filistifoɔ no tee sɛ Israelfoɔ aboaboa wɔn ho ano wɔ Mispa no, Filistifoɔ ahemfo no+ baa Israel so. Israelfoɔ no teeɛ no, Filistifoɔ no ho hu tɔɔ wɔn so. 8 Ɛnna Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Kɔ so srɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn na ɔmmoa yɛn,+ na ɔnnye yɛn mfiri Filistifoɔ nsam.” 9 Afei Samuel faa odwan ba a ɔnom nufoɔ na ɔde no bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ maa Yehowa, na Samuel srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa Israel, na Yehowa nso gyee ne so.+ 10 Berɛ a Samuel gu so rebɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no, Filistifoɔ no baa sɛ wɔne Israel rebɛko. Ɛnna Yehowa maa aprannaa boboom dendeenden+ guu Filistifoɔ no so saa da no, na ɔmaa wɔn ani so tan wɔn,+ na wɔdii nkoguo wɔ Israel anim.+ 11 Afei Israel mmarima firii Mispa kɔtii Filistifoɔ no, na wɔkunkum wɔn ara kɔsii Bet-Kar anaafoɔ fam. 12 Ɛnna Samuel faa boɔ,+ na ɔde sii Mispa ne Yesana ntam, na ɔtoo ne din Ebeneser* kaa sɛ: “Yehowa aboa yɛn abɛsi sɛsɛɛ.”+ 13 Enti wɔdii Filistifoɔ so nkonim, na wɔamma Israel asaase so bio,+ na Samuel nna nyinaa mu no, Yehowa ne Filistifoɔ no dii asie.+ 14 Afei nso, nkuro a na Filistifoɔ agye afiri Israelfoɔ hɔ no san bɛdii Israelfoɔ nsam, ɛfiri Ekron kɔsi Gat. Israelfoɔ gyee wɔn nsaase firii Filistifoɔ nsam.

Asomdwoeɛ nso baa Israelfoɔ ne Amorifoɔ ntam.+

15 Samuel nkwa nna nyinaa, ɔbuu Israelfoɔ atɛn.+ 16 Afe biara, na ɔtu kwan kɔ Betel,+ Gilgal,+ ne Mispa,+ na ɔbuu Israel atɛn wɔ saa mmeaeɛ yi nyinaa. 17 Nanso na ɔsan ba Rama,+ ɛfiri sɛ ɛhɔ na na ne fie wɔ, na na ɔbu Israel nso atɛn wɔ hɔ. Ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Yehowa.+

8 Berɛ a Samuel bɔɔ akɔkoraa no, ɔde ne mma sisii Israel so maa wɔyɛɛ atemmufoɔ. 2 N’abakan din de Yoel, na deɛ ɔtɔ so mmienu no din de Abia,+ na wɔbuu atɛn wɔ Beer-Seba. 3 Nanso ne mma no amfa n’akwan so; wɔdii mfaso bɔne+ akyi, wɔgyee adanmudeɛ,*+ na wɔkyeaa atemmuo.+

4 Akyire yi, Israel mpanimfoɔ nyinaa boaa wɔn ho ano baa Samuel nkyɛn wɔ Rama. 5 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Woabɔ akɔkoraa, na wo mma nso amfa w’akwan so. Enti si yɛn so hene na ɔmmu yɛn atɛn sɛ aman a aka no nyinaa.”+ 6 Nanso Samuel ani annye ho* sɛ wɔkaa sɛ: “Ma yɛn ɔhene na ɔmmu yɛn atɛn.” Ɛnna Samuel bɔɔ Yehowa mpaeɛ. 7 Na Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Deɛ ɔman no aka nyinaa, tie wɔn, ɛfiri sɛ ɛnyɛ wo na wɔapo wo; me mmom na wɔapo me a wɔmpɛ sɛ medi wɔn so hene bio.+ 8 Ɛfiri da a meyii wɔn firii Egypt baeɛ bɛsi nnɛ, daa wɔgya me+ kɔsom anyame foforɔ,+ na saa ara na wɔde reyɛ wo yi. 9 Enti tie wɔn. Nanso bɔ wɔn kɔkɔ na wɔnhu nneɛma a sɛ ɔhene bɛdi wɔn so a, ne tumi nti ɔbɛyɛ.”

10 Enti berɛ a ɔman no kaa sɛ wɔpɛ ɔhene no, Samuel kaa Yehowa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ wɔn. 11 Ɔkaa sɛ: “Ɔhene a ɔbɛdi mo so no, ne tumi nti, deɛ ɔbɛyɛ nie:+ Ɔbɛfa mo mma mmarima,+ na wama wɔaka ne nteaseɛnam+ na wɔatena n’apɔnkɔ so,+ na ebinom bɛtu mmirika adi ne nteaseɛnam anim. 12 Ɔde wɔn mu bi bɛyɛ apem apem so ahwɛfoɔ+ ne aduonum aduonum so ahwɛfoɔ,+ na ebinom bɛfuntum n’asaase+ na wɔatwa ne nnɔbaeɛ,+ na wɔbɛyeyɛ n’akodeɛ ne ne nteaseɛnam ho nneɛma.+ 13 Ɔbɛma mo mma mmaa afra* sradehwam, anoa nnuane, na wɔato paanoo.+ 14 Mo mfuo ne mo bobefuo* ne mo ngodua mfuo+ mu deɛ ɛyɛ no, ɔbɛfa na ɔde ama ne nkoa. 15 Mo mfuo mu aba ne mo bobefuo mu aba nso, ɔbɛgye so ntotosoɔ du du ama n’ahemfie mpanimfoɔ ne ne nkoa. 16 Ɔbɛfa mo nkoa ne mo mfenaa ne mo mmoa mu deɛ ɛyɛ ne mo mfunumu de wɔn ayɛ n’adwuma.+ 17 Ɔbɛgye mo nnwan so ntotosoɔ du du,+ na mobɛyɛ ne nkoa. 18 Da bi reba a mo hene a moayi no no nti, mobɛsu,+ nanso saa da no, Yehowa rennye mo so.”

19 Nanso ɔman no antie Samuel, na wɔkaa sɛ: “Daabi, yɛn deɛ, ɔhene ara na yɛpɛ. 20 Yɛn nso yɛbɛyɛ sɛ aman a aka no nyinaa, na yɛn hene bɛbu yɛn atɛn, na wadi yɛn anim ako yɛn ko ama yɛn.” 21 Berɛ a Samuel tiee ɔman no nsɛm no nyinaa no, ɔka kyerɛɛ Yehowa. 22 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Tie wɔn na si wɔn so hene.”+ Afei Samuel ka kyerɛɛ Israel mmarima no sɛ: “Obiara nsan nkɔ ne kuro mu.”

9 Ná ɔbarima bi firi Benyamin abusuakuo mu a ne din de Kis,+ na na ɔyɛ ɔdefoɔ. Ná ɔyɛ Abiel ba, ɔno nso yɛ Seror ba, ɔno nso yɛ Bekorat ba, na ɔno nso yɛ Benyaminni+ Afiya ba. 2 Ná ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saul,+ na na ɔyɛ aberanteɛ a sɛ ɛba ahoɔfɛ a, obiara nto no wɔ Israel. Ná ɔyɛ onipa tenten a ɔware* sene obiara wɔ ɔman no mu.

3 Saul papa Kis mfunumu* yeraeɛ. Enti Kis ka kyerɛɛ ne ba Saul sɛ: “Mesrɛ wo, fa asomfoɔ no mu baako ka wo ho, na sɔre kɔhwehwɛ mfunumu no.” 4 Wɔfaa Efraim mmepɔ mu kɔfaa Salisa asaase so, nanso wɔanhu wɔn. Afei wɔkɔtwaam wɔ Saalim asaase so, nanso na wɔnni hɔ. Wɔkyinkyinii Benyaminfoɔ asaase so nyinaa, nanso wɔanhu wɔn.

5 Berɛ a wɔkɔduruu Suf asaase so no, Saul ka kyerɛɛ ne somfoɔ a ɔka ne ho no sɛ: “Bra ma yɛnsan nkɔ, anyɛ saa a, me papa bɛgyae mfunumu no akyiri di adwene yɛn ho mmom.”+ 6 Ɛnna ne somfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Onyankopɔn nipa bi wɔ kuro yi mu, na nkurɔfoɔ bu no paa. Asɛm biara a ɔka ba mu.+ Ma yɛnkɔ hɔ seesei ara. Ebia ɔbɛkyerɛ yɛn baabi a yɛmfa.” 7 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: “Sɛ yɛkɔ a, deɛn na yɛde bɛkɔ akɔma ɔbarima no? Paanoo biara nni yɛn kotokuo mu, na yɛnni akyɛdeɛ biara a yɛde rekɔma nokorɛ Nyankopɔn nipa no. Ɛdeɛn na yɛwɔ?” 8 Ɛnna ɔsomfoɔ no nso ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Hwɛ! Mekura dwetɛ dwetɛbena* nkyɛmu nnan mu baako; mɛtumi de ama nokorɛ Nyankopɔn nipa no na wakyerɛ yɛn baabi a yɛmfa.” 9 (Kane no, sɛ obi rekɔbisa Onyankopɔn hɔ biribi wɔ Israel a, asɛm a na ɔka ne sɛ: “Ma yɛnkɔhu ɔdehwɛfoɔ no.”+ Deɛ wɔfrɛ no odiyifoɔ nnɛ no, kane no a, anka wɔbɛfrɛ no ɔdehwɛfoɔ.) 10 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: “Deɛ woaka no yɛ. Ma yɛnkɔ.” Enti wɔkɔɔ kuro a nokorɛ Nyankopɔn nipa no wom no mu.

11 Berɛ a wɔreforo akɔ kuro no mu no, wɔhuu mmabaawa bi a wɔrekɔ nsuo. Ɛnna wɔbisaa wɔn sɛ: “Ɛha na ɔdehwɛfoɔ+ no wɔ anaa?” 12 Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔwɔ ha. Hwɛ! Ɔwɔ mo anim. Monka mo ho; waba kurom ha nnɛ, ɛfiri sɛ ɛnnɛ ɔman no bɛbɔ afɔreɛ+ wɔ sorɔnsorɔmmea* hɔ.+ 13 Sɛ moduru kuro no mu pɛ a, mobɛhu no ansa na wakɔ sorɔnsorɔmmea hɔ akɔdidi. Sɛ ɔmmaeɛ a, obiara rennidi, ɛfiri sɛ ɔno na ɔhyira afɔreɛ so. Ɔhyira so wie ansa na wɔn a wɔafrɛ wɔn aba no adidi. Enti momforo nkɔ, ɛfiri sɛ mokɔ seesei ara a mobɛhu no.” 14 Ɛnna wɔforo kɔɔ kuro no mu, na berɛ a wɔduruu kuro no mu no, wɔhuu sɛ Samuel rebɛhyia wɔn ne wɔn aforo akɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.

15 Adeɛ rebɛkye ama Saul aba no, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel* sɛ: 16 “Ɔkyena sɛsɛɛ, mɛsoma ɔbarima bi a ɔfiri Benyamin asaase so+ aba wo nkyɛn. Sra no ngo, na ɔnyɛ me man Israel kannifoɔ.+ Ɔno na ɔbɛgye me man afiri Filistifoɔ nsam, ɛfiri sɛ mahu me man amanehunu, na wɔn sufrɛ abɛduru me nkyɛn.”+ 17 Berɛ a Samuel huu Saul no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbarima yi na mekaa ne ho asɛm kyerɛɛ wo sɛ, ‘Wei na ɔbɛdi me man so’ no.”+

18 Ɛnna Saul kɔɔ Samuel nkyɛn wɔ kuro pono no ano, na ɔkaa sɛ: “Mesrɛ wo, ɛhe na ɔdehwɛfoɔ no fie wɔ?” 19 Ɛnna Samuel buaa Saul sɛ: “Mene ɔdehwɛfoɔ no. Monni m’anim mforo nkɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, na ɛnnɛ me ne mo bɛdidi.+ Anɔpa mɛgya mo kwan, na deɛ wopɛ sɛ wohunu nyinaa,* mɛka akyerɛ wo. 20 Mfunumu a ɛnnɛ ne nnansa wɔyeraeɛ no,+ gyae wɔn akyiri di, ɛfiri sɛ wɔahu wɔn. Nneɛma pa a ɛwɔ Israel nyinaa, hwan na ɛyɛ ne dea? Ɛnyɛ wo ne wo papa fie nyinaa dea anaa?”+ 21 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Ɛnyɛ Benyamin abusuakuo a ɛyɛ Israel mmusuakuo mu ketewa koraa mu na mefiri?+ Benyamin abusuakuo nyinaa mu no, ɛnyɛ m’abusua na ɛsua wom? Enti adɛn nti na woaka saa asɛm yi akyerɛ me?”

22 Afei Samuel de Saul ne ne somfoɔ no baa adidibea, na ɔde wɔn tenaa baabi titire wɔ wɔn a wɔafrɛ wɔn no mu; ná wɔyɛ mmarima bɛyɛ 30. 23 Samuel ka kyerɛɛ deɛ ɔnoa aduane no sɛ: “Fa nam a mede maa wo sɛ, ‘Fa sie’ no bra.” 24 Ɛnna deɛ ɔnoa aduane no kɔfaa ne srɛ no, na ɔde bɛsii Saul anim. Na Samuel kaa sɛ: “Deɛ wɔde sieeɛ no na wɔde abɛsi w’anim yi. Di, ɛfiri sɛ saa berɛ yi nti na wɔde sie maa wo. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mato nsa afrɛ nkurɔfoɔ sɛ wɔmmɛdidi.’” Enti Saul ne Samuel didii saa da no. 25 Wɔwieeɛ no, wɔsiane firii sorɔnsorɔmmea hɔ+ kɔɔ kuro no mu, na ɔne Saul kasaa wɔ dan atifi. 26 Afei wɔsɔree anɔpa paa ansa na animu retete, na Samuel frɛɛ Saul wɔ dan no atifi hɔ sɛ: “Yɛ ahoboa na mennya wo kwan.” Enti Saul boaboaa ne ho, na ɔne Samuel nyinaa pueeɛ. 27 Berɛ a wɔresiane afiri kuro no mu no, Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Ka kyerɛ ɔsomfoɔ no+ sɛ ɔmmɛsene nni yɛn anim nkɔ, nanso wo deɛ, gyina hɔ na menka asɛm a Onyankopɔn aka no nkyerɛ wo.” Enti ɔsomfoɔ no dii wɔn anim kɔeɛ.

10 Ɛnna Samuel faa ngo toa, na ɔhwiee ngo a ɛwom no guu Saul atifi.+ Ɔfee n’ano kaa sɛ: “Ɛnyɛ Yehowa na wasra wo ayɛ wo ɔkannifoɔ+ wɔ n’agyapadeɛ so?+ 2 Ɛnnɛ sɛ wofiri me nkyɛn rekɔ a, wobɛhu mmarima mmienu wɔ Rahel+ damena nkyɛn wɔ Selsa a ɛwɔ Benyamin asaase so no, na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Mfunumu a wokɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn, na wo papa agyae mfunumu no akyiri di+ redwen wo ho sɛ: “Ɛdeɛn na menyɛ wɔ me ba yi ho?”’ 3 Wofiri hɔ a, toa so kɔduru Tabor dua kɛseɛ no ase, na woduru hɔ a, wobɛhyia mmarima mmiɛnsa a wɔrekɔ nokorɛ Nyankopɔn no anim wɔ Betel;+ baako kura mpɔnkye mma mmiɛnsa, baako kura paanoo mmiɛnsa, ɛnna baako so ahina kɛseɛ a bobesa wom. 4 Wɔbɛbisa sɛdeɛ wo ho teɛ, na wɔama wo paanoo mmienu; ɛyɛ a gye. 5 Ɛno akyi no, kɔ nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ no so, baabi a Filistifoɔ asraafoɔdɔm wɔ no. Sɛ woduru kuro no mu a, wobɛhyia adiyifoɔ bi a wɔresiane afiri sorɔnsorɔmmea* hɔ sɛ wɔrehyɛ nkɔm, na wobɛhu sɛ nkurɔfoɔ di wɔn anim rebɔ asankuo, mpintin, ntɛntɛbɛn, ne asankuten. 6 Yehowa honhom bɛba wo so,+ na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm, na wobɛyɛ w’adeɛ sɛ onipa foforɔ.+ 7 Sɛ saa nsɛnkyerɛnne yi ba mu a, yɛ deɛ wobɛtumi biara, ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn no di w’akyi. 8 Ɛno akyi no, di kan kɔ Gilgal,+ na mɛsiane aba wo nkyɛn abɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ wɔ hɔ. Twɛn nnanson kɔsi sɛ mɛba wo nkyɛn. Afei mɛma woahunu deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.”

9 Berɛ a Saul danee ne ho sɛ ɔrɛfiri Samuel nkyɛn akɔ ara pɛ, Onyankopɔn sesaa n’akoma maa no yɛɛ sɛ onipa foforɔ, na nsɛnkyerɛnne yi nyinaa sisii saa da no. 10 Enti wɔfirii hɔ kɔɔ bepɔ no so, na adiyifoɔ bi bɛhyiaa no; ɛhɔ ara na Onyankopɔn honhom baa ne so,+ na ɔfirii aseɛ hyɛɛ nkɔm+ wɔ wɔn mu. 11 Berɛ a wɔn a wɔnim no dada no huu sɛ ɔne adiyifoɔ no rehyɛ nkɔm no, wɔbisabisaa sɛ: “Ɛdeɛn na ayɛ Kis ba yi? Saul nso ka adiyifoɔ no ho anaa?” 12 Ɛnna ɔbarima bi a ɔfiri hɔ bisaa sɛ: “Na wɔn papa ne hwan?” Ɛno nti, abɛyɛ asɛm a nkurɔfoɔ taa ka sɛ:* “Saul nso ka adiyifoɔ no ho anaa?”+

13 Berɛ a ɔhyɛɛ nkɔm wieeɛ no, ɔkɔɔ sorɔnsorɔmmea hɔ. 14 Akyire yi, Saul papa nua bisaa ɔne ne somfoɔ no sɛ: “Mokɔɔ he?” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Yɛkɔhwehwɛɛ mfunumu no,+ nanso yɛanhu wɔn, enti yɛkɔɔ Samuel nkyɛn.” 15 Saul papa nua no bisaa sɛ: “Mesrɛ wo ka kyerɛ me, ɛdeɛn na Samuel ka kyerɛɛ mo?” 16 Ɛnna Saul buaa ne papa nua no sɛ: “Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔahu mfunumu no.” Nanso ahennie no ho asɛm a Samuel kaeɛ no deɛ, Saul anka ankyerɛ no.

17 Samuel frɛfrɛɛ ɔman no bɛhyiaa wɔ Yehowa anim wɔ Mispa,+ 18 na ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Me na meyii Israel firii Egypt, na megyee mo firii Egyptfoɔ ne ahennie a ɛhyɛɛ mo so no nyinaa nsam.+ 19 Na mo deɛ, mo Nyankopɔn a ɔgyee mo firii mo haw ne mo amanehunu nyinaa mu no, ɛnnɛ moapo no,+ na moaka sɛ: “Daabi, yɛpɛ sɛ wosi yɛn so hene.” Enti afei mommɛgyina Yehowa anim mmusuakuo mmusuakuo ne apem apem.’”*

20 Ɛnna Samuel maa Israel mmusuakuo no nyinaa baa ne nkyɛn+ mmaako mmaako, na wɔyii Benyamin abusuakuo no.+ 21 Afei ɔmaa Benyamin abusuakuo no baa ne nkyɛn mmusua mmusua, na wɔyii Matrifoɔ abusua no. Na wɔyii Kis ba Saul.+ Nanso berɛ a wɔkɔhwehwɛɛ no no, wɔanhu no. 22 Ɛnna wɔbisaa Yehowa sɛ:+ “Ɔbarima no abɛduru ha anaa?” Na Yehowa kaa sɛ: “Hwɛ, ɔno na wakɔhinta nneɛma mu no.” 23 Enti wɔde mmirika kɔfaa no baeɛ. Berɛ a ɔbɛgyinaa ɔman no mu no, na ɔware sene obiara.+ 24 Samuel ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: “Deɛ Yehowa ayi no no,+ moahu sɛ obiara nte sɛ ɔno wɔ ɔman yi nyinaa mu?” Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose kaa sɛ: “Ɔhene, nya nkwa daa!”

25 Afei Samuel kaa deɛ ɔmanfoɔ no bɛyɛ ama wɔn ahemfo,+ na ɔtwerɛɛ no nwoma mu de kɔtoo Yehowa anim. Ɛnna Samuel gyaa ɔmanfoɔ no nyinaa kwan maa obiara kɔɔ ne fie. 26 Saul nso kɔɔ ne fie wɔ Gibea, na akatakyie a Yehowa kanyan wɔn* no ne no kɔeɛ. 27 Nanso mmarima ahuhufoɔ bi kaa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na wei atumi agye yɛn?”+ Enti wɔbuu no animtia, na wɔamfa akyɛdeɛ biara ammrɛ no.+ Nanso wankasa.*

11 Ammonni+ Nahas de dɔm baa Gilead kuro Yebes+ so. Ɛnna Yebes mmarima nyinaa ka kyerɛɛ Nahas sɛ: “Wo ne yɛn nyɛ apam* na yɛnsom wo.” 2 Ammonni Nahas ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nhyehyɛeɛ yi na mɛgyina so ne mo ayɛ apam: ɛne sɛ, mɛtutu mo mu biara ani nifa na mede agu Israel nyinaa anim ase.” 3 Yebes mpanimfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma yɛn nnanson, na yɛbɛtu abɔfoɔ akɔ Israel asaase so baabiara, na sɛ yɛannya ɔgyefoɔ biara a, ɛnneɛ yɛde yɛn ho bɛma wo.” 4 Akyire yi, abɔfoɔ no kɔɔ Saul kuro Gibea+ mu kɔkaa asɛm no kyerɛɛ kuro no mufoɔ, na kuro no mufoɔ nyinaa memaa wɔn nne so suu dendeenden.

5 Ná Saul de anantwie firi wuram reba, na Saul bisaa sɛ: “Asɛm bɛn na ato nkurɔfoɔ yi? Adɛn nti na wɔresu?” Ɛnna wɔkaa nsɛm a Yebes mmarima aka no kyerɛɛ no. 6 Berɛ a Saul tee asɛm no, Onyankopɔn honhom baa ne so,+ na ne bo fuu kɛse. 7 Enti ɔfaa anantwie mmienu, na ɔtwitwaa wɔn mu asinasini de hyɛɛ abɔfoɔ no nsa sɛ wɔmfa nkɔ Israel asaase so baabiara, na ɔkaa sɛ: “Obiara a wammɛdi Saul ne Samuel akyi no, sei na wɔde bɛyɛ n’anantwie!” Na Yehowa maa ehu kaa ɔman no, enti wɔn nyinaa boaboaa wɔn ho ano* firii adi baeɛ. 8 Ɛnna ɔkan wɔn wɔ Besek; ná Israelfoɔ dodoɔ yɛ 300,000, na Yuda mmarima nso yɛ 30,000. 9 Afei wɔka kyerɛɛ abɔfoɔ a wɔbaeɛ no sɛ: “Deɛ monkɔka nkyerɛ mmarima a wɔwɔ Yebes a ɛwɔ Gilead nie, ‘Ɔkyena awia ketee, yɛbɛgye mo.’” Ɛnna abɔfoɔ no bɛka kyerɛɛ Yebes mmarima, na wɔdii ahurisie. 10 Ɛno nti Yebes mmarima no kɔka kyerɛɛ Ammonfoɔ sɛ: “Ɔkyena yɛde yɛn ho bɛma mo, na deɛ mopɛ biara momfa nyɛ yɛn.”+

11 Adeɛ kyeeɛ no, Saul kyekyɛɛ nkurɔfoɔ no mu mmiɛnsa, na wɔbɔ wuraa Ammonfoɔ+ dɔm no mu ahomakye* kɔkunkum wɔn kɔsii awia ketee. Wɔn a wɔkaeɛ nso, wɔbɔɔ wɔn hweteeɛ, na wɔn mu mmienu mpo anka faako. 12 Ɛnna ɔman no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Hwannom na wɔkaa sɛ wɔmpɛ sɛ Saul yɛ yɛn so hene no?+ Momfa wɔn mmra na yɛnkunkum wɔn.” 13 Nanso Saul kaa sɛ: “Monnkum obiara saa da yi,+ ɛfiri sɛ ɛnnɛ, Yehowa agye Israel.”

14 Akyire yi, Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Mommra mma yɛnkɔ Gilgal+ na yɛnsan nkɔsi Saul hene bio.”+ 15 Enti ɔman no nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔsii Saul hene wɔ Yehowa anim wɔ Gilgal. Afei wɔbɔɔ asomdwoeɛ afɔreɛ wɔ Yehowa anim,+ na Saul ne Israel mmarima nyinaa dii ahurisie kɛse wɔ hɔ.+

12 Afei Samuel ka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: “Deɛ moka kyerɛɛ me nyinaa mayɛ,* na mayi ɔhene a ɔbɛdi mo so.+ 2 Ɔhene a ɔbɛdi mo anim no nie!+ Me deɛ, mabɔ akɔkoraa na mafu dwene, na me mma nso, wɔne mo na ɛwɔ ha yi;+ ɛfiri me mmɔfraase na madi mo anim abɛsi nnɛ.+ 3 Me na megyina ha yi. Monka wɔ Yehowa ne deɛ wasra no+ yi anim: Hwan nantwie anaa n’afunumu na magye?+ Hwan na masisi no anaa mahyɛ ne so? Hwan nsam na magye adanmudeɛ* de akyea atemmuo?+ Sɛ mayɛ biribi saa a, monka na mɛtua ka.”+ 4 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Wonsisii yɛn, na wonhyɛɛ yɛn so. Wonnyee hwee nso mfirii obiara hɔ.” 5 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnnɛ Yehowa ne me danseni wɔ mo anim, na deɛ wasra no yi nso yɛ me danseni sɛ moannya me ho asɛm biara.”* Ɛnna wɔkaa sɛ: “Ɔyɛ wo danseni.”

6 Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Yehowa a ɔyii Mose ne Aaron, na ɔyii mo agyanom firii Egypt asaase so+ no, ɔno ne me danseni. 7 Enti afei monnyinagyina ha, na adetenenee a Yehowa ayɛ ama mo ne mo agyanom nyinaa nti, memmu mo atɛn wɔ Yehowa anim.

8 “Berɛ a Yakob baa Egypt,+ na mo agyanom firii aseɛ su frɛɛ Yehowa+ ara pɛ, Yehowa somaa Mose+ ne Aaron maa wɔdii mo agyanom anim firii Egypt de wɔn bɛtenaa ha.+ 9 Nanso wɔn werɛ fii Yehowa, wɔn Nyankopɔn, enti ɔtɔn wɔn+ maa Hasor sahene Sisera+ ne Filistifoɔ+ ne Moab hene,+ na wɔne wɔn koeɛ. 10 Ɛnna wɔsu frɛɛ Yehowa+ sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne,+ na yɛagya Yehowa akɔsom Baal anyame+ ne Astoret+ ahoni. Afei gye yɛn firi yɛn atamfo nsam na yɛnsom wo.’ 11 Na Yehowa somaa Yerubaal+ ne Bedan ne Yefta+ ne Samuel,+ na ɔgyee mo firii mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia nsam ma motenaa ase dwoodwoo.+ 12 Berɛ a mohuu sɛ Ammonfoɔ hene Nahas+ aba mo so no, moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Daabi, yɛn deɛ, ɔhene ara na yɛpɛ!’+ Nanso saa berɛ no, na Yehowa, mo Nyankopɔn na ɔyɛ mo Hene.+ 13 Enti afei ɔhene a moayi no, deɛ mobisaeɛ no nie. Hwɛ! Yehowa asi mo so hene.+ 14 Sɛ mosuro Yehowa+ na mosom no,+ na motie ne nne,+ na modi Yehowa ahyɛdeɛ so, na mo ne ɔhene a ɔbɛdi mo so no nyinaa di Yehowa, mo Nyankopɔn ahyɛdeɛ so a, ɛbɛsi mo yie. 15 Nanso sɛ moantie Yehowa nne na mobu Yehowa ahyɛdeɛ so a, Yehowa nsa bɛba mo ne mo agyanom so.+ 16 Afei monnyinagyina ha na monhwɛ ade kɛseɛ a Yehowa rebɛyɛ wɔ mo anim yi. 17 Ɛnyɛ hwiit twa berɛ mu na yɛwɔ yi? Mɛsrɛ Yehowa na wama aprannaa abobom na nsuo atɔ; na mobɛhu sɛ ɔhene a mobisaeɛ nti, moayɛ bɔne kɛseɛ wɔ Yehowa ani so.”+

18 Ɛnna Samuel srɛɛ Yehowa, na Yehowa maa aprannaa boboom na nsuo tɔɔ saa da no, enti ɔman no nyinaa suroo Yehowa ne Samuel paa. 19 Na ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Bɔ Yehowa, wo Nyankopɔn mpaeɛ ma wo nkoa,+ na yɛmpɛ sɛ yɛwuwu, ɛfiri sɛ yɛn bɔne nyinaa akyi no, yɛasan ayɛ bɔne kɛseɛ aka sɛ yɛpɛ ɔhene.”

20 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Monnsuro. Bɔne no deɛ, moanya ayɛ. Nanso monhwɛ na moamfiri Yehowa akyi,+ na mmom momfa mo akoma nyinaa nsom Yehowa.+ 21 Monhwɛ na moankɔdi ahuhudeɛ* akyi;+ mfasoɔ biara nni so,+ na ɛntumi nnye nkwa, ɛfiri sɛ ɛyɛ ahuhudeɛ.* 22 Na Yehowa din kɛseɛ no nti,+ ɔrennya ne man,+ ɛfiri sɛ Yehowa asi ne bo sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man.+ 23 Na me nso, ɛmpare me sɛ mɛyɛ Yehowa bɔne aka sɛ meremmɔ mpaeɛ mma mo bio. Mɛkɔ so akyerɛ mo deɛ ɛyɛ ne ɔkwampa a mobɛfa so. 24 Mo deɛ ara ne sɛ mobɛsuro Yehowa+ na mode mo akoma nyinaa asom no wɔ nokorɛdie mu; monkae nneɛma akɛseɛ a wayɛ ama mo no.+ 25 Nanso sɛ mosi mo bo sɛ bɔne ara na mobɛyɛ a, ɛnneɛ mo ne mo hene nyinaa,+ wɔbɛpra mo akɔ.”+

13 Saul bɛdii hene no,+ na wadi mfeɛ . . . ,* na ɔdii Israel so hene mfeɛ mmienu. 2 Saul yii mmarima 3,000 firii Israelfoɔ mu; ná wɔn mu 2,000 ka Saul ho wɔ Mikmas ne Betel mmepɔ mu, na 1,000 nso kɔkaa Yonatan+ ho wɔ Benyaminfoɔ kuro Gibea+ mu. Asraafoɔ a aka no deɛ, ɔgyaa wɔn kwan maa obiara kɔɔ ne ntomadan mu. 3 Yonatan kunkum Filistifoɔ+ asraafoɔdɔm a wɔwɔ Geba+ no, na Filistifoɔ no teeɛ. Ɛnna Saul maa wɔbɔɔ abɛn+ wɔ asaase no nyinaa so kaa sɛ: “Hebrifoɔ, montie!” 4 Asɛm a Israel nyinaa teeɛ ne sɛ: “Saul akunkum Filistifoɔ asraafoɔdɔm, na seesei Israel ho abɔn Filistifoɔ no.” Enti wɔfrɛfrɛɛ ɔman no sɛ wɔmmɛdi Saul akyi wɔ Gilgal.+

5 Filistifoɔ no nso boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔne Israelfoɔ rebɛko; wɔde nteaseɛnam 30,000 ne nnipa 6,000 a wɔtete apɔnkɔ so, ne nnipa a wɔdɔɔso te sɛ mpoano anwea baeɛ,+ na wɔforo kɔboaa wɔn ho ano wɔ Mikmas wɔ Bet-Awen+ apueeɛ fam. 6 Na Israel mmarima huu sɛ wɔn ho akyere wɔn, ɛfiri sɛ na deɛ ɛreba no ani soso. Enti ɔman no dwane kɔhintaa abodan,+ amena, abotan, ntokuro ne nsubura mu. 7 Hebrifoɔ no bi mpo twaa Yordan kɔɔ Gad ne Gilead asaase so.+ Saul deɛ, na ɔda so wɔ Gilgal, na nnipa a na wɔdi n’akyi nyinaa ho popoeɛ. 8 Ɔtwɛn nnanson sɛdeɛ Samuel kaeɛ* no, nanso Samuel amma Gilgal, na na ɔmanfoɔ no refiri ne nkyɛn nkakrankakra. 9 Afei Saul kaa sɛ: “Momfa ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mmrɛ me.” Na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no.+

10 Nanso berɛ a ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no wieeɛ ara pɛ na Samuel bɛduruiɛ. Enti Saul firii adi sɛ ɔrekɔhyia no ahyira no. 11 Ɛnna Samuel bisaa sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yi?” Saul buaa sɛ: “Mehuu sɛ ɔmanfoɔ no refiri me nkyɛn,+ na wo nso berɛ a wohyɛeɛ no, woanni so. Afei nso, na Filistifoɔ no reboaboa wɔn ho ano wɔ Mikmas.+ 12 Enti meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Filistifoɔ yi bɛsiane aba me so wɔ Gilgal, nanso menhwehwɛɛ Yehowa nhyira.’* Ɛbaa saa no, mebɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ no.”

13 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Woadi nkwaseasɛm. Mmara nsɛm a Yehowa, wo Nyankopɔn de maa wo no, woanni so.+ Sɛ wodii so a, anka Yehowa bɛma w’ahennie atim afebɔɔ wɔ Israel. 14 Nanso seesei deɛ, w’ahennie renkyɛ.+ Yehowa bɛhwehwɛ ɔbarima a ɔyɛ deɛ Yehowa akoma pɛ,+ na ɔbɛyɛ no kannifoɔ wɔ ne man so,+ ɛfiri sɛ woanyɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ wo no.”+

15 Afei Samuel sɔre siim firii Gilgal kɔɔ Benyaminfoɔ kuro Gibea mu, na Saul kan ɔmanfoɔ no; wɔn a na wɔda so ka ne ho no, na wɔn dodoɔ bɛyɛ mmarima 600.+ 16 Saul ne ne ba Yonatan ne wɔn a wɔda so ka wɔn ho no, na wɔwɔ Benyaminfoɔ kuro Geba+ mu. Filistifoɔ no nso boaboaa wɔn ho ano wɔ Mikmas.+ 17 Ná asraafoɔ akuo mmiɛnsa taa firi Filistifoɔ asoɛeɛ hɔ ba. Ekuo baako fa Ofra kwan so kɔ Sual asaase so, 18 ekuo foforɔ nso de wɔn ani kyerɛ Bet-Horon+ kwan so, na kuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no nso de wɔn ani kyerɛ serɛ so, ɛkwan a ɛne Seboim bɔn no bɔ hyeɛ no so.

19 Ná ɔtomfoɔ biara nni Israel asaase so baabiara, ɛfiri sɛ Filistifoɔ no kaa sɛ: “Yɛmpɛ sɛ Hebrifoɔ no bɛyɛ sekan anaa pea biara.” 20 Enti sɛ Israelni biara pɛ sɛ ɔse n’asɔ, ne sɔsɔ, n’akuma, ne ne kantankrankyi* ano a, gye sɛ ɔsiane kɔ Filistifoɔ mu. 21 Sɛ wɔse asɔ, sɔsɔ, adinam a ano yɛ mmiɛnsa, akuma, anaasɛ wɔsiesie poma a wɔde ka nantwie a, wɔgye pim* baako. 22 Sɛ ɛko duru so a, obiara nni ɔman no mu a ɔka Saul ne Yonatan ho a ɔnya sekan anaa pea kura; Saul ne ne ba Yonatan nko ara na na wɔwɔ akodeɛ.+

23 Ná Filistifoɔ de asraafoɔdɔm akɔgu baabi a wɔfa twa Mikmas+ bɔn no.

14 Da bi, Saul ba Yonatan+ ka kyerɛɛ ne somfoɔ a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: “Bra ma yɛntwa nkɔ Filistifoɔ dɔm a wɔwɔ fã nohoa no mu.” Nanso wammɔ ne papa amanneɛ. 2 Ná Saul wɔ granate akutuo* dua a ɛsi Migron no ase wɔ Gibea+ kurotia, na na mmarima bɛyɛ 600 ka ne ho.+ 3 (Ahiya na na ɔhyɛ asɔfotaadeɛ efɔd*+ no. Ná ɔyɛ Yehowa sɔfoɔ Eli+ a na ɔwɔ Silo+ no ba Finehas+ ba Ikabod+ nua Ahitab+ ba.) Asraafoɔ no deɛ, na wɔnnim sɛ Yonatan afiri wɔn mu. 4 Baabi a na Yonatan pɛ sɛ ɔfa twa kɔ Filistifoɔ dɔm so no, na ɔbotan a ɛte sɛ ɛse wɔ ɛfã ha, ɛnna ɔbotan a ɛte sɛ ɛse wɔ ɛfã ha; baako din de Boses, na baako nso din de Sene. 5 Ná abotan no baako a ɛwɔ atifi fam no te sɛ edum, na ani kyerɛ Mikmas, na deɛ ɛwɔ anaafoɔ fam no ani kyerɛ Geba.+

6 Yonatan ka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: “Bra ma yɛntwa nkɔ momonotofoɔ*+ yi dɔm no mu. Ebia Yehowa bɛdi ama yɛn, ɛfiri sɛ ɛnyɛ Yehowa den sɛ ɔbɛfa nnipa pii anaa nnipa kakraa bi so agye nkwa.”+ 7 Ɛnna ne somfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ deɛ ɛwɔ w’akomam biara. Baabiara a wopɛ sɛ wokɔ no, kɔ, na mɛdi w’akyi akɔ baabi a w’akoma pɛ biara.” 8 Ɛnna Yonatan kaa sɛ: “Yɛbɛtwa akɔ mmarima no mu, na yɛayi yɛn ho adi akyerɛ wɔn. 9 Sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ, ‘Monnyina hɔ nkɔsi sɛ yɛbɛba abɛto mo!’ a, yɛbɛgyina hɔ ara; yɛremforo nkɔ wɔn nkyɛn. 10 Nanso sɛ wɔka sɛ, ‘Momforo mmra na yɛmfa nsi ani!’ a, ɛnneɛ yɛbɛforo akɔ, ɛfiri sɛ Yehowa de wɔn bɛhyɛ yɛn nsa. Ɛno bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama yɛn.”+

11 Ɛnna wɔn mmienu no yii wɔn ho adi kyerɛɛ Filistifoɔ dɔm no. Na Filistifoɔ no kaa sɛ: “Monhwɛ sɛ Hebrifoɔ no repuepue firi ntokuro a wɔkɔhintaa mu no mu.”+ 12 Ɛnna awɛmfoɔ dɔm no ka kyerɛɛ Yonatan ne ne somfoɔ no sɛ: “Momforo mmra ha, na yɛbɛkyerɛ mo nyansa!”+ Ɛhɔ ara na Yonatan ka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: “Di m’akyi, na Yehowa de wɔn bɛhyɛ Israel nsa.”+ 13 Na Yonatan de ne nsa ne ne nan foro kɔeɛ, na ne somfoɔ no dii n’akyi, na Yonatan kaa Filistifoɔ no gui wɔ n’anim, na ne somfoɔ no dii n’akyi kunkum wɔn. 14 Nnipa a Yonatan ne ne somfoɔ no dii kan kunkum wɔn wɔ asaase ketewa bi so no,* na wɔbɛyɛ mmarima 20.

15 Ɛnna ehu kaa asraafoɔ a wɔwɔ asoɛeɛ hɔ ne awɛmfoɔ dɔm no nyinaa, na asraafoɔ a na wɔtaa kɔfom nneɛma no mpo,+ ehu kaa wɔn. Asaase wosoeɛ, na Onyankopɔn maa ehu kaa Filistifoɔ no. 16 Saul awɛmfoɔ a wɔwɔ Benyaminfoɔ kuro Gibea+ mu no tee sɛ gyegyeegye bi rekɔ so wɔ asoɛeɛ hɔ nyinaa.+

17 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ wɔn a wɔka ne ho no sɛ: “Mesrɛ mo, monkan nnipa no na yɛnhu deɛ wafiri yɛn mu kɔ.” Berɛ a wɔkan nnipa no, wɔhuu sɛ Yonatan ne ne somfoɔ no nni hɔ. 18 Afei Saul ka kyerɛɛ Ahiya+ sɛ: “Fa nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no bra ha!” (Saa berɛ no,* na nokorɛ Nyankopɔn no Adaka no wɔ Israelfoɔ mu.) 19 Berɛ a Saul gu so ne ɔsɔfoɔ no rekasa no nyinaa, na dede a ɛrekɔ so wɔ Filistifoɔ asoɛeɛ hɔ no ano reyɛ den. Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ no sɛ: “Gyae.”* 20 Enti Saul ne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa boaboaa wɔn ho kɔɔ akono. Berɛ a wɔkɔduruu hɔ no, wɔhuu sɛ Filistifoɔ no mu biara atwe sekan wɔ ne yɔnko so, na na ɛhɔ nyinaa ayɛ bagyabagya. 21 Afei nso, Hebrifoɔ a berɛ bi wɔkɔɔ Filistifoɔ no afã a na wɔwɔ wɔn asoɛeɛ hɔ no, wɔsan baa Israelfoɔ nkyɛn bɛkaa Saul ne Yonatan ho. 22 Israel mmarima a wɔkɔhintaa+ Efraim mmepɔ mu no nyinaa tee sɛ Filistifoɔ no adwane, na wɔn nso tii wɔn ne wɔn kɔkoeɛ. 23 Ɛda no, Yehowa gyee Israel,+ na wɔkoeɛ ara kɔduruu Bet-Awen.+

24 Ná Israel mmarima no abrɛbrɛ, ɛfiri sɛ na Saul agyina asraafoɔ no anim aka ntam sɛ: “Nnome nka ɔbarima biara a ɔrentwɛn nkɔsi sɛ mɛtua m’atamfo so ka na ɔbɛdidi* ansa na enwunu adwo!” Enti asraafoɔ no mu biara amfa aduane anka n’ano.+

25 Na asraafoɔ* no nyinaa kɔduruu kwaeɛ mu, na na ɛwoɔ wɔ asaase no so. 26 Berɛ a wɔduruu kwaeɛ mu hɔ no, wɔhuu sɛ ɛwoɔ resosɔ, nanso obiara amfa bi anka n’ano, ɛfiri sɛ na wɔsuro ntam no. 27 Yonatan deɛ, na ɔntee sɛ ne papa agyina asraafoɔ no anim aka ntam,+ enti ɔtenee poma a ɛkura no no de ano kaa ɛwoɔkyɛm, na ɔdiiɛ, na ɔnyaa ahoɔden.* 28 Ɛnna nkurɔfoɔ no baako kaa sɛ: “Wo papa agyina asraafoɔ no anim aka ntam sɛ, ‘Nnome nka obiara a ɔbɛdidi nnɛ!’+ Ɛno nti na asraafoɔ no abrɛ saa no.” 29 Ɛnna Yonatan kaa sɛ: “Me papa de ɔhaw* kɛseɛ aba ɔman yi so. Monhwɛ, ɛwoɔ kakra a mede kaa m’ano mpo ama manya ahoɔden.* 30 Nneɛma a asraafoɔ no nya firii wɔn atamfo hɔ wɔ ɛko mu no, sɛ wɔdii bi nnɛ a,+ anka hwɛ deɛ ɛbɛba! Anka nkonim a wɔbɛdi wɔ Filistifoɔ so no bɛkyɛn wei mpo.”

31 Saa da no, wɔkunkum Filistifoɔ firii Mikmas kɔsii Ayalon,+ na asraafoɔ no brɛɛ paa. 32 Enti asraafoɔ no tu guu nneɛma a wɔnya firii ɛko mu no so faa nnwan ne anantwie ne anantwie mma kunkum wɔn wɔ hɔ ara, na asraafoɔ no dii mogya no kaa nam no ho.+ 33 Ɛnna wɔbɛka kyerɛɛ Saul sɛ: “Hwɛ! Asraafoɔ no reyɛ bɔne tia Yehowa; wɔredi mogya ka nam no ho.”+ Na ɔkaa sɛ: “Moanni nokorɛ. Monka mo ho mpia ɛboɔ kɛseɛ mmrɛ me.” 34 Saul kaa sɛ: “Monkyini nkurɔfoɔ no so, na monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Obiara mfa ne nantwie ne ne dwan mmra me nkyɛn ha, na ɔmmɛkum no wɔ ha nni, na monnyɛ Yehowa bɔne nnni mogya nnka nam no ho.’”+ Ɛnna asraafoɔ no mu biara de ne nantwie baa anadwo no, na ɔbɛkum no wɔ hɔ. 35 Na Saul sii afɔrebukyia maa Yehowa.+ Wei ne afɔrebukyia a ɛdi kan a ɔsi maa Yehowa.

36 Akyire yi, Saul kaa sɛ: “Momma yɛnti Filistifoɔ no anadwo yi na yɛnto nhyɛ wɔn so nsesa wɔn nneɛma nkɔsi sɛ adeɛ bɛkye. Yɛremma onipa baako koraa ntena nkwa mu.” Ɛnna wɔkaa sɛ: “Deɛ ɛyɛ w’ani so biara, yɛ.” Ɛnna ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: “Momma yɛmmisa nokorɛ Nyankopɔn no wɔ ha.”+ 37 Enti Saul bisaa Onyankopɔn sɛ: “Menti Filistifoɔ no anaa?+ Wode wɔn bɛhyɛ Israel nsa?” Nanso saa da no, Onyankopɔn amma no mmuaeɛ. 38 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Asraafoɔ no mu atitire nyinaa, montwe mmɛn ha, na yɛnhwehwɛ bɔne a ɛnnɛ yɛayɛ. 39 Yehowa, Israel Gyefoɔ no te ase yi, sɛ ɛyɛ me ba Yonatan mpo a, ɛsɛ sɛ ɔwu.” Nanso obiara anka hwee. 40 Afei ɔka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: “Monnyina ɛfã baako, na me ne me ba Yonatan nso bɛgyina ɛfã baako.” Ɛnna nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Deɛ ɛyɛ wɔ w’ani so biara, yɛ.”

41 Saul ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “O Israel Nyankopɔn, fa Tumim*+ so ma nokorɛ nna adi!” Enti ɛsii Yonatan ne Saul so, na asraafoɔ no faa wɔn ho diiɛ. 42 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Mommɔ me ne me ba Yonatan so ntonto.”+ Na ɛkɔsii Yonatan so. 43 Afei Saul bisaa Yonatan sɛ: “Ka kyerɛ me, ɛdeɛn na woayɛ?” Enti Yonatan kaa sɛ: “Mede ɛwoɔ kakra kaa m’ano; ná ɛwɔ poma a ɛkura me no ano.+ Menie! Momma menwu!”

44 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Yonatan, sɛ mamma woanwu a, Onyankopɔn ntua me ka na ɔmfa bi nka ho.”+ 45 Nanso asraafoɔ no ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Yonatan a ɔde nkonimdie* kɛseɛ+ abrɛ Israel yi na ɔrebɛwuo? Ɛmpare yɛn! Sɛ́ Yehowa te ase yi, ɛnsɛ sɛ ne tiri nwi baako mpo tɔ fam, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔde no ayɛ adwuma nnɛ.”+ Enti asraafoɔ no twitwa gyee Yonatan,* na wanwu.

46 Ɛnna Saul gyaee Filistifoɔ no akyiri di, na Filistifoɔ no nso kɔɔ wɔn asaase so.

47 Saul maa n’ahennie tim wɔ Israel, na ɔne n’atamfo nyinaa koeɛ: Moabfoɔ+ ne Ammonfoɔ+ ne Edomfoɔ+ ne Soba+ ahemfo ne Filistifoɔ.+ Na baabiara a ɔkɔeɛ nso, ɔdii nkonim. 48 Ɔde akokoɔduro koeɛ, na ɔdii Amalekfoɔ+ so nkonim, na ɔgyee Israel firii nnipabɔnefoɔ a wɔfom nneɛma nsam.

49 Saul mma mmarima ne Yonatan, Yiswi, ne Malki-Sua,+ na ne mma mmaa mmienu no nso, na wɔfrɛ ɔpanin no Merab+ na na wɔfrɛ kumaa no Mikal.+ 50 Saul yere din de Ahinoam, na na ɔyɛ Ahimahas ba. Ne sahene nso din de Abner,+ na na ɔyɛ Saul papa nua Ner ba. 51 Saul yɛ Kis+ ba, ɛnna Abiel ba Ner+ nso ba ne Abner.

52 Saul nna nyinaa, ntɔkwa a emu yɛ den ampa ɔne Filistifoɔ ntam.+ Sɛ Saul hu barima biara a ne ho yɛ den anaa ɔwɔ akokoɔduro a, na ɔde no aka ne dɔm ho.+

15 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Yehowa somaa me maa mebɛsraa wo ngo de wo sii ne man Israel so hene,+ enti tie asɛm a Yehowa reka akyerɛ wo.+ 2 Deɛ asafo Yehowa aka nie: ‘Mɛtua Amalekfoɔ so ka, ɛfiri sɛ berɛ a Israel firi Egypt reba no, wɔsɔre tiaa wɔn wɔ kwan so.+ 3 Enti kɔ na kɔkunkum Amalekfoɔ+ na sɛe wɔne deɛ wɔwɔ nyinaa pasaa,+ mfa wɔn ho nkyɛ wɔn,* kunkum wɔn nyinaa,+ ɔbarima ne ɔbaa, abɔfra ne deɛ ɔtua nufoɔ ano, nantwie ne odwan, yoma ne afunumu.’”+ 4 Saul frɛfrɛɛ nkurɔfoɔ no, na ɔkan wɔn wɔ Telaim; asraafoɔ* no, na wɔn dodoɔ yɛ 200,000 na na Yuda mmarima nso dodoɔ yɛ 10,000.+

5 Saul kɔe ara kɔduruu Amalek kuro mu, na wɔkɔtetɛɛ bɔn no mu. 6 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Kenifoɔ+ sɛ: “Monkɔ, momfiri Amalekfoɔ mu nkɔ, na mampra mo amfra wɔn.+ Mo deɛ, modaa ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa+ berɛ a wɔfiri Egypt reba no.” Enti Kenifoɔ no firii Amalekfoɔ no mu kɔeɛ. 7 Ɛno akyi no, Saul kɔkunkum Amalekfoɔ+ firii Hawila+ kɔsii Sur+ a ɛbɛn Egypt no. 8 Ɔkyee Amalek hene Agag+ animono, na ɔman no nkaeɛ deɛ, ɔde sekan kunkum wɔn nyinaa.+ 9 Nanso Agag ne nnwan ne anantwie ne mmoa a wɔadɔre sradeɛ ne adwennini ne nneɛma pa nyinaa, Saul ne asraafoɔ no anyɛ wɔn hwee,*+ na wɔampɛ sɛ wɔsɛe wɔn. Adeɛ biara a ɛso nni mfasoɔ na wɔmfa nyɛ hwee deɛ, wɔsɛee ne nyinaa pasaa.

10 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: 11 “Manu me ho* sɛ mesii Saul hene, ɛfiri sɛ wafiri m’akyi, na m’asɛm nso, wanni so.”+ Asɛm no haa Samuel paa, na ɔsu frɛɛ Yehowa anadwo no nyinaa.+ 12 Berɛ a Samuel sɔree ntɛm sɛ ɔrekɔhyia Saul anɔpa no, wɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Saul kɔ Karmel,+ na wakɔsi nkaedum ama ne ho+ wɔ hɔ, na wadane ne ho asiane kɔ Gilgal.” 13 Berɛ a akyire yi Samuel kɔduruu Saul nkyɛn no, Saul ka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa nhyira wo. Mayɛ deɛ Yehowa kaeɛ no.” 14 Ɛnna Samuel bisaa sɛ: “Na deɛn ne nnwan ne anantwie sũ a mete yi?”+ 15 Na Saul buaa sɛ: “Wɔde firi Amalek na ɛbaeɛ, ɛfiri sɛ asraafoɔ no gyaa nnwan ne anantwie no mu deɛ ɛyɛ no* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde bɛbɔ afɔreɛ ama Yehowa wo Nyankopɔn; nanso deɛ ɛkaeɛ no deɛ, yɛasɛe ne nyinaa pasaa.” 16 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Gyae! Ma menka deɛ Yehowa ka kyerɛɛ me nnora anadwo nkyerɛ wo.”+ Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kasa!”

17 Samuel toaa so sɛ: “Berɛ a wɔyii wo sɛ Israel mmusuakuo so panin na Yehowa sraa wo de wo sii Israel so hene no,+ ɛnyɛ wo na na wobu wo ho sɛ wonyɛ obiara no?+ 18 Akyire yi, Yehowa somaa wo sɛ kɔyɛ adwuma bi. Ɔkaa sɛ, ‘Kɔ na kɔsɛe Amalekfoɔ nnebɔneyɛfoɔ no pasaa;+ wo ne wɔn nko nkɔsi sɛ wobɛtɔre wɔn ase.’+ 19 Adɛn nti na woantie Yehowa nne? Nneɛma a monyaa no ɛko mu+ no, moatu agu so afom de ayɛ Yehowa ani so bɔne.”

20 Nanso Saul ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Na sɛ́ matie Yehowa nne. Adwuma a Yehowa somaa me sɛ menkɔyɛ no, makɔyɛ, na mede Amalek hene Agag aba, na Amalekfoɔ deɛ, masɛe wɔn pasaa.+ 21 Nanso nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no wɔ ɛko mu no, asraafoɔ no afa emu nnwan ne anantwie a ɛyɛ paa no sɛ wɔde rebɛbɔ afɔreɛ ama Yehowa wo Nyankopɔn wɔ Gilgal.”+

22 Ɛnna Samuel kaa sɛ: “Yehowa pɛ ɔhyeɛ afɔreɛ ne afɔrebɔ+ sene sɛ wobɛtie Yehowa nne anaa? Hwɛ! Ɔsetie yɛ sene afɔreɛ,+ na asoɔmmerɛ yɛ kyɛn adwennini sradeɛ,+ 23 na atuateɛ+ ne abosonkɔm nyinaa yɛ bɔne korɔ,+ ɛnna ahantan ne asumansɛm* ne abosonsom* nyinaa nso yɛ ade korɔ. Ɛsiane sɛ woapo Yehowa asɛm nti,+ ɔno nso apo wo sɛ nni hene.”+

24 Na Saul ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Mayɛ bɔne, na mabu Yehowa ahyɛdeɛ ne w’asɛm so, ɛfiri sɛ mesuroo nkurɔfoɔ no, na metiee wɔn asɛm. 25 Enti mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me, na wo ne me nkɔ na menkɔkoto Yehowa.”+ 26 Nanso Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Me ne wo renkɔ, ɛfiri sɛ woapo Yehowa asɛm, na Yehowa nso apo wo sɛ nni Israel so hene.”+ 27 Berɛ a Samuel danee ne ho sɛ ɔrekɔ no, Saul sɔɔ n’ataadeɛ nsasini no ano, na ɛsuaneeɛ. 28 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa asuane Israel ahennie no afiri wo nsam nnɛ, na wo yɔnko a ɔyɛ sene wo na ɔde bɛma no.+ 29 Na Israel Onimuonyamfoɔ no+ nso, ɔrenni atorɔ,+ na ɔrensesa n’adwene,* ɛfiri sɛ ɔnyɛ ɔdasani na wasesa n’adwene.”*+

30 Ɛnna ɔno nso kaa sɛ: “Mayɛ bɔne. Nanso mesrɛ wo, hyɛ me animuonyam wɔ me man mpanimfoɔ ne Israel anim. Wo ne me nkɔ na menkɔkoto Yehowa wo Nyankopɔn.”+ 31 Enti Samuel dii Saul akyi ne no kɔeɛ, na Saul kɔkotoo Yehowa. 32 Ɛno akyi no, Samuel kaa sɛ: “Momfa Amalek hene Agag mmrɛ me wɔ ha.” Nanso na Agag aka no ne tirim sɛ: ‘Ampa, me ne owuo atete mu.’* Enti Agag rekɔ no, na ɔretwetwe ne ho.* 33 Nanso Samuel kaa sɛ: “Sɛdeɛ mmaa hweree wɔn mma wɔ wo sekan ano no, saa ara na wo maame nso bɛhwere ne mma asene mmaa nyinaa.” Berɛ a Samuel kaa saa no, ɔtwitwaa Agag mu asinasini wɔ Yehowa anim wɔ Gilgal.+

34 Afei Samuel siim kɔɔ Rama, na Saul nso kɔɔ ne fie wɔ Saul kuro Gibea mu. 35 Samuel anhu Saul bio kɔsii sɛ Samuel wuiɛ, na ɔkɔdii Saul ho awerɛhoɔ.+ Yehowa nuu ne ho sɛ ɔde Saul sii Israel so hene.+

16 Akyire yi, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Wobɛdi Saul ho awerɛhoɔ akɔsi da bɛn,+ berɛ a mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene bio no?+ Fa ngo gu abɛn mu+ na sim kɔ, na meresoma wo akɔ Betlehemni Yese+ nkyɛn, ɛfiri sɛ mayi ɔhene wɔ ne mma mu.”+ 2 Ɛnna Samuel kaa sɛ: “Mɛyɛ dɛn akɔ? Sɛ Saul te a, ɔbɛku me.”+ Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa nantwie ba na kɔ, na ka sɛ, ‘Maba sɛ merebɛbɔ afɔreɛ ama Yehowa.’ 3 Na frɛ Yese bra afɔrebɔ no ase, na mɛkyerɛ wo deɛ wobɛyɛ. Onii a mɛkyerɛ wo no, ɔno na sra no ma me.”+

4 Samuel yɛɛ deɛ Yehowa kaeɛ no. Berɛ a ɔduruu Betlehem+ a kuro no mu mpanimfoɔ huu no no, wɔn ho popoeɛ, na wɔbisaa sɛ: “Wobaa no asomdwoeɛ mu anaa?” 5 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ asomdwoeɛ mu. Maba sɛ merebɛbɔ afɔreɛ ama Yehowa. Monte* mo ho na mo ne me nkɔ afɔrebɔ no ase.” Na ɔtee* Yese ne ne mma no ho, na ɔfrɛɛ wɔn baa afɔrebɔ no ase. 6 Berɛ a wɔbaeɛ a ɔhuu Eliab+ no, ɔkaa sɛ: “Ampa, deɛ Yehowa asra no no na ɔgyina n’anim yi.” 7 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛdeɛ ɔte ne ne tenten,+ na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛdeɛ onipa hwɛ adeɛ na Onyankopɔn hwɛ, ɛfiri sɛ onipa dasani hwɛ deɛ ɛtua aniwa, na Yehowa deɛ, ɔhwɛ akomam.”+ 8 Na Yese frɛɛ Abinadab+ maa no bɛtwaam wɔ Samuel anim, na ɔkaa sɛ: “Wei nso Yehowa nyii no.” 9 Afei Yese maa Samma+ nso bɛtwaam, nanso ɔkaa sɛ: “Wei nso Yehowa nyii no.” 10 Enti Yese maa ne mma mmarima nson bɛtwaam Samuel anim, nanso Samuel ka kyerɛɛ Yese sɛ: “Yehowa nyii weinom mu biara.”

11 Ɛnna Samuel bisaa Yese sɛ: “Wo mma mmarima no nyinaa nie anaa?” Na ɔkaa sɛ: “Ketewa koraa no+ nni ha bi; ɔde nnwan kɔ adidie.”+ Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Yese sɛ: “Soma ma wɔnkɔfrɛ no mmra, ɛfiri sɛ yɛrentena ase nnidi gye sɛ waba ansa.” 12 Enti ɔsoma kɔfrɛɛ no baeɛ. Ná ɔbere, na na n’ani mma yɛ fɛ, na ne ho nso yɛ fɛ.+ Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Sɔre sra no, na ɔno ara nie!”+ 13 Enti Samuel faa abɛn a ngo wom no,+ na ɔsraa no wɔ ne nuanom mu. Na ɛfiri saa da no rekɔ no, Yehowa honhom baa Dawid so.+ Akyire yi, Samuel sɔre siim kɔɔ Rama.+

14 Afei Yehowa honhom firii Saul so,+ na Yehowa maa honhom bɔne bɛhaa no.+ 15 Saul nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn ama honhom bɔne reha wo. 16 Yɛn wura, yɛsrɛ wo, ma wo nkoa a wɔwɔ w’anim yi nkɔhwehwɛ obi a ɔnim sankuo bɔ paa,+ na sɛ Onyankopɔn ma honhom bɔne no ba wo so a, wabɔ ama wo ho atɔ wo.” 17 Enti Saul ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: “Mesrɛ mo, monkɔhwehwɛ obi a ɔnim sankuo bɔ paa mmrɛ me.”

18 Na n’asomfoɔ no mu baako bɛkaa sɛ: “Hwɛ! Mahu Betlehemni Yese ba bi a ɔnim bɔ paa; ɔyɛ barima katakyie a ɔwɔ akokoɔduro.+ N’ano ate, ne ho yɛ fɛ,+ na Yehowa nso di n’akyi.”+ 19 Ɛnna Saul somaa abɔfoɔ kɔɔ Yese hɔ sɛ: “Ma wo ba Dawid a ɔhwɛ nnwan no mmra me nkyɛn.”+ 20 Enti Yese faa paanoo, kotokuo* a bobesa wom, ne apɔnkye ba, na ɔde sii afunumu so de maa ne ba Dawid sɛ ɔmfa nkɔma Saul. 21 Na Dawid baa Saul nkyɛn bɛsom no.+ Saul bɛpɛɛ n’asɛm paa, na ɔbɛyɛɛ ne somfoɔ a ɔkura n’akodeɛ. 22 Saul soma maa wɔkɔka kyerɛɛ Yese sɛ: “Mesrɛ wo, ma Dawid ntoa so nsom me, na wanya m’anim adom.” 23 Enti sɛ Onyankopɔn ma honhom bɔne no ba Saul so a, na Dawid afa sankuo no abɔ. Ɛba saa a, na Saul ho atɔ no, na n’asom adwo no, na honhom bɔne no afiri ne so kɔ.+

17 Berɛ bi, Filistifoɔ+ boaboaa wɔn asraafoɔ* ano sɛ wɔrekɔ ɛko. Wɔboaboaa wɔn ano wɔ Soko,+ na na ɛhɔ yɛ Yudafoɔ asaase. Wɔkɔsoɛɛ wɔ Efes-Damim+ a ɛwɔ Soko ne Aseka+ ntam no. 2 Saul ne Israel mmarima nso kɔsoɛɛ Ela Bɔn mu,*+ na wɔboaa wɔn ho ano sɛ wɔrekɔhyia Filistifoɔ no. 3 Ná Filistifoɔ no gyinagyina bepɔ so wɔ ɛfã ha, ɛnna Israelfoɔ no nso gyinagyina bepɔ so wɔ ɛfã nohoa, na na subɔn da wɔn ntam.

4 Ɛnna ɔkatakyie bi firi Filistifoɔ asoɛeɛ hɔ baeɛ; ne din de Goliat,+ na na ɔfiri Gat.+ Ná ne tenten yɛ basafa nsia ne nsayam mmiɛnsa.* 5 Ná ɔhyɛ kɔbere kyɛ ne dadeɛ ataadeɛ;* kɔbere a wɔde yɛɛ dadeɛ ataadeɛ+ a ɛhyɛ no no, na emu duro yɛ nnwetɛbena 5,000.* 6 Ɔde kɔbere akata ne nan anim, na kɔbere pɛmɛ+ hyɛ n’akyi. 7 Ne pea dua te sɛ ntomanwemfoɔ dua kɛseɛ,+ na dadeɛ a ɛhyɛ ne pea ano no, na emu duro yɛ nnwetɛbena 600;* ná obi kura kyɛm di n’anim. 8 Ɛnna ɔbɛgyinaa hɔ teaam frɛɛ Israelfoɔ a wɔwɔ akono no+ sɛ: “Adɛn nti na moaboaboa mo ho aba sɛ morebɛko? Menyɛ Filistini? Mo nso monyɛ Saul nkoa? Monyi ɔbarima baako na ɔmmɛhyia me. 9 Sɛ ɔtumi ne me ko na ɔku me a, yɛbɛyɛ mo nkoa. Na sɛ me nso metumi no na meku no a, mo nso mobɛyɛ yɛn nkoa na moasom yɛn.” 10 Ɛnna Filistini no kaa sɛ: “Sɛ Israel asraafoɔ se wɔyɛ mmarima a, ɛnnɛ wɔmma menhunu.*+ Momma me ɔbarima baako na me ne no nko!”

11 Berɛ a Saul ne Israel nyinaa tee nsɛm a Filistini no rekeka no, ehu kaa wɔn, na wɔsuroo paa.

12 Ná Dawid yɛ Efratani+ bi a ɔfiri Yuda kuro Betlehem+ no ba. Ɔbarima no din de Yese,+ na na ɔwɔ mma mmarima nwɔtwe.+ Saul berɛ so no, na ɔbarima no abɔ akɔkoraa. 13 Yese mma mmarima mmiɛnsa a wɔyɛ mpanimfoɔ paa no ne Saul kɔɔ akono.+ Ne mma mmarima mmiɛnsa a wɔkɔɔ ɛko no ne n’abakan Eliab,+ Abinadab+ a ɔtɔ so mmienu, ne Samma+ a ɔtɔ so mmiɛnsa no. 14 Dawid na na ɔsua koraa,+ na mpanimfoɔ mmiɛnsa no dii Saul akyi.

15 Berɛ a Dawid resom Saul nyinaa, na ɔsan hwɛ ne papa nnwan+ wɔ Betlehem, enti na ɔdi akɔneaba. 16 Anɔpa ne anwummerɛ biara, na Filistini no bɛgyina ne gyinabea; ɔyɛɛ saa nnafua 40.

17 Ɛnna Yese ka kyerɛɛ ne ba Dawid sɛ: “Mesrɛ wo, fa nkyeweɛ efa* susudeɛ baako ne paanoo du yi, na ka wo ho fa kɔma wo nuanom wɔ asoɛeɛ hɔ. 18 Na fa kyiis* du yi kɔma apem so panin no. Afei nso, hwɛ sɛdeɛ wo nuanom no ho teɛ, na gye nkra firi wɔn hɔ brɛ me.” 19 Saa berɛ no, na wɔne Saul ne Israel mmarima a aka no nyinaa wɔ Ela Bɔn mu*+ ne Filistifoɔ no rekɔko.+

20 Enti Dawid sɔree anɔpatutuutu de nnwan no gyaa obi, na ɔboaboaa nneɛma no ano kɔeɛ sɛdeɛ Yese somaa no no. Berɛ a ɔduruu asoɛeɛ hɔ no, na asraafoɔdɔm no rekɔ akono, na wɔmaa ɛko nteamu so. 21 Israelfoɔ ne Filistifoɔ no bɛhyiaa akono, enti na ɛdɔm mmienu no di nhwɛanimu. 22 Ɛhɔ ara na Dawid de nneɛma a ɔkura no hyɛɛ deɛ ɔhwɛ nneɛma so no nsa, na ɔtuu mmirika kɔɔ akono hɔ. Ɔduruu hɔ no, ɔbisaa sɛdeɛ ne nuanom no ho teɛ.+

23 Berɛ a ɔne wɔn rekasa no, hwɛ, Filistifoɔ no katakyie a ne din de Goliat+ a ɔfiri Gat no firi Filistifoɔ asraafoɔ no mu baeɛ, na ɔbɛkekaa nsɛm a daa ɔka no,+ na Dawid teeɛ. 24 Berɛ a Israel mmarima no huu ɔbarima no, ehu nti, wɔn nyinaa dwaneeɛ.+ 25 Israel mmarima no kekaa sɛ: “Moahu ɔbarima a ɔreba yi? Daa, ɔba ha bɛkeka nsɛm de bu Israel animtia.*+ Obiara a ɔbɛtumi aku no no, ɔhene bɛma no ahonyadeɛ pii na ɔde ne babaa nso ama no awareɛ,+ na asɛdeɛ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma ɔhene no, wɔbɛyi no afiri mu.”

26 Dawid bisaa mmarima a wɔgyina ne nkyɛn no sɛ: “Sɛ obi kum saa Filistini yi de yi animguaseɛ firi Israel so a, ɛdeɛn na wɔbɛyɛ ama ɔbarima no? Hwan koraa ne Filistini momonotoni* yi a ɔrebu Onyankopɔn teasefoɔ no animtia* wɔ akono yi?”+ 27 Wɔn nso kaa asɛm dada no ara kyerɛɛ no sɛ: “Saa na wɔbɛyɛ ama ɔbarima a ɔbɛku no no.” 28 Berɛ a ne nua panin Eliab+ tee sɛ ɔne mmarima no rekasa no, Eliab bo fuu Dawid dendeenden na ɔkaa sɛ: “Wobaa ha bɛyɛɛ dɛn? Na hwan na wode nnwan kakra no agya no wɔ serɛ so hɔ?+ Menim sɛ woyɛ ahantan, na adwemmɔne na aba w’akomam, ɛfiri sɛ wobaa ha sɛ worebɛhwɛ ɛko no bi.” 29 Na Dawid kaa sɛ: “Mayɛ dɛn? Asɛm kɛkɛ na mebisaeɛ.” 30 Ɛnna ɔdane kɔɔ onipa foforɔ so kɔbisaa no asɛm korɔ no ara,+ na mmuaeɛ korɔ no ara na obiara de maa no.+

31 Ebinom tee nsɛm a Dawid kaeɛ no, na wɔkɔbɔɔ Saul amanneɛ. Enti ɔsoma maa wɔkɔfrɛɛ no baeɛ. 32 Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Mma obiara nnsuro saa Filistini yi.* W’akoa ne no bɛkɔ akɔko.”+ 33 Nanso Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Worentumi ne Filistini no nko, ɛfiri sɛ woyɛ aberantewa,+ na ɔno deɛ, wayɛ ɔsraani* firi ne mmɔfraase.” 34 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Ná w’akoa rehwɛ ne papa nnwan, na gyata+ bɛkyee odwan ba firii nnwankuo no mu, ɛnna da foforɔ nso, sisire bɛkyee bi. 35 Metii wɔn kɔbɔɔ wɔn hwee hɔ, na meyii nnwan no firii wɔn anom. Berɛ a wɔsɔre baa me so no, mesɔɔ wɔn nwi* mu bɔɔ wɔn hwee hɔ kum wɔn. 36 Gyata ne sisire no nyinaa, w’akoa tumi kum wɔn, na Filistini momonotoni yi bɛyɛ sɛ wɔn mu baako, ɛfiri sɛ wabu Onyankopɔn teasefoɔ no animtia* wɔ akono.”+ 37 Ɛnna Dawid ka kaa ho sɛ: “Yehowa a ɔgyee me firii gyata ne sisire nsam no, ɔno na ɔbɛgye me afiri Filistini yi nsam.”+ Afei Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Kɔ. Yehowa nni w’akyi.”

38 Ɛnna Saul de ne ntaadeɛ hyehyɛɛ Dawid, na ɔhyɛɛ no kɔbere kyɛ, na ɔde dadeɛ ataadeɛ nso hyɛɛ no. 39 Na Dawid de ne sekan bɔɔ n’ataadeɛ no so, na ɔyɛɛ sɛ ɔrekɔ, nanso wantumi, ɛfiri sɛ na ɔnhyɛɛ bi da. Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Merentumi mfa weinom nkɔ, ɛfiri sɛ menhyɛɛ bi da.” Enti Dawid yiyi guu hɔ. 40 Ɛnna ɔfaa ne poma kuraeɛ, na ɔsesaa mmoseaa nnum a ɛho yɛ tonomtonom firii subɔn no mu de guu nnwanhwɛfoɔ kotokuo a ɔkura no mu. Ná ɔkura n’ataaboɔ*+ wɔ ne nsam, na ɔtwe bɛn Filistini no nkakrankakra.

41 Filistini no nso baa n’anim, na ɔtwe bɛn Dawid nkakrankakra; ná ɔbarima bi kura kyɛm di n’anim. 42 Berɛ a Filistini no maa n’ani so a ɔhuu Dawid no, ɔbuu no animtia, ɛfiri sɛ na ɔyɛ aberantewa a ɔbere na ne ho nso yɛ fɛ.+ 43 Enti Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Meyɛ kraman+ na wode abaa aba me so?” Na Filistini no frɛɛ n’anyame domee Dawid. 44 Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wo deɛ bra m’anim, na mede wo nam bɛma ewiem nnomaa ne wuram mmoa.”

45 Dawid nso ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: “Wode sekan ne pea ne pɛmɛ+ na ɛreba me so, na me deɛ, mede asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn a woaka nsɛm de abu no animtia*+ wɔ akono no din na ɛreba wo so.+ 46 Ɛnnɛ yi ara, Yehowa de wo bɛhyɛ me nsa,+ na mɛku wo na matwa wo ti afiri so, na nnɛ, mede Filistifoɔ dɔm no afunu bɛma ewiem nnomaa ne asaase so mmoa, na asaase so aman nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel.+ 47 Na nnipa a wɔahyia ha* yi nyinaa bɛhu sɛ ɛnyɛ sekan ne pea na Yehowa de gye nkwa,+ ɛfiri sɛ ɛko no yɛ Yehowa dea,+ na ɔde mo nyinaa bɛhyɛ yɛn nsa.”+

48 Ɛnna Filistini no baa sɛ ɔrebɛhyia Dawid, na Dawid tuu mmirika kɔhyiaa Filistini no wɔ akono. 49 Na Dawid tenee ne nsa hyɛɛ ne kotokuo no mu yii ɛboɔ, na ɔde hyɛɛ ataaboɔ no mu to bɔɔ Filistini no moma so maa no wuraa mu, na ɔhwee ase maa n’anim butuu fam.+ 50 Enti Dawid de ataaboɔ ne ɛboɔ dii Filistini no so nkonim, na ɔkum Filistini no; nanso na Dawid nkura sekan wɔ ne nsam.+ 51 Dawid tutuu mmirika kɔgyinaa Filistini no nkyɛn, na ɔyii Filistini no sekan+ firii ne bɔha* mu de twaa ne ti firii so hwɛ huu sɛ wawu. Berɛ a Filistifoɔ no huu sɛ wɔn katakyie no awu no, wɔdwaneeɛ.+

52 Ɛnna Israel ne Yuda mmarima sɔre bɔɔ ose, na wɔtaa Filistifoɔ no firii ɛbɔn no mu+ kɔduruu Ekron+ kuro pono ano nohoa, na wɔkunkum Filistifoɔ no. Ná Filistifoɔ no afunu gugu kwan so firi Saaraim+ kɔsi Gat ne Ekron nohoa. 53 Berɛ a Israelfoɔ no taa Filistifoɔ no so dendeenden maa wɔdwaneeɛ no, wɔsan wɔn akyi baa Filistifoɔ no asoɛeɛ hɔ bɛfom wɔn nneɛma.

54 Ɛnna Dawid faa Filistini no ti, na ɔde baa Yerusalem, na Filistini no akodeɛ deɛ, ɔde guu ɔno ara ne ntomadan mu.+

55 Berɛ a Saul huu sɛ Dawid refiri adi akɔhyia Filistini no, ɔbisaa ɔsahene Abner+ sɛ: “Abner, hwan ba ne aberantewa yi?”+ Abner buaa sɛ: “O ɔhene, sɛ́ wote ase yi,* mennim!” 56 Ɔhene kaa sɛ: “Kɔbisa deɛ ne ba ne aberanteɛ no.” 57 Enti berɛ a Dawid kɔkuu Filistini no wieeɛ a ɔresan aba no, Abner de no baa Saul anim, na na ɔkura Filistini no+ ti. 58 Ɛnna Saul bisaa no sɛ: “Aberanteɛ, hwan ba ne wo?” na Dawid buaa sɛ: “W’akoa Yese+ a ɔfiri Betlehem+ no ba ne me.”

18 Berɛ a Dawid ne Saul kasa wieeɛ ara pɛ, Yonatan+ bɛpɛɛ Dawid asɛm, na wɔbɛyɛɛ nnamfo paa.* Yonatan dɔɔ no sɛ ɔno ara ne ho.*+ 2 Ɛfiri saa da no, Saul maa Dawid tenaa ne nkyɛn, na wamma no ansan ankɔ ne papa fie.+ 3 Na Yonatan ne Dawid yɛɛ apam,+ ɛfiri sɛ ɔdɔɔ no sɛ ɔno ara ne ho.*+ 4 Yonatan yii n’ataadeɛ nsasini a ɛhyɛ no no maa Dawid, na ɔde n’akotaadeɛ, ne sekan, n’agyan ne n’abɔsoɔ* nso maa no. 5 Dawid dii ako, na baabiara a Saul somaa no no, ɛsii no yie.*+ Enti Saul de no too mmarima a wɔdi ako no ano,+ na ɔman no nyinaa ne Saul nkoa nso ani gyee ho.

6 Berɛ biara a Dawid ne mmarima a aka no bɛkɔ akɔkunkum Filistifoɔ no, sɛ wɔresan aba a, mmaa firi Israel nkuro nyinaa mu de nnwom+ ne asa ne mpintin+ ne ahurisie ne asankuo bɛhyia Ɔhene Saul. 7 Sɛ mmaa no redi ahurisie a, na wɔbɔ gye so sɛ:

“Saul akum apem,

Na Dawid akum mpem du.”+

8 Saul bo fuu paa,+ ɛfiri sɛ n’ani annye nnwom no ho, enti ɔkaa sɛ: “Wɔde mpem du ama Dawid; me deɛ, apem na wɔde ama me. Deɛ aka ara ne sɛ wɔde ahennie no bɛma no!”+ 9 Ɛfiri saa da no, Saul nyaa Dawid ho adwemmɔne.

10 Adeɛ kyeeɛ no, Onyankopɔn maa honhom bɔne baa Saul so,+ na ɔfirii aseɛ yɛɛ n’adeɛ basabasa* wɔ efie hɔ. Saa berɛ no, na Dawid de ne nsa rebɔ sankuo+ sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, na na Saul kura pea.+ 11 Na Saul too pea no,+ na ɔkaa sɛ: “Mede bɛwɔ Dawid afam dan ho!” Ɔtoo no mprenu, nanso emu biara, Dawid dwaneeɛ. 12 Afei Saul suroo Dawid, ɛfiri sɛ na Yehowa di n’akyi.+ Nanso Saul deɛ, na wapo no.+ 13 Enti Saul maa no firii ne nkyɛn, na ɔyɛɛ no apem so panin, na daa, na Dawid di asraafoɔ no anim ne wɔn kɔ ɛko.*+ 14 Deɛ Dawid yɛeɛ nyinaa, ɛsii no yie,*+ na Yehowa dii n’akyi.+ 15 Berɛ a Saul huu sɛ asi no yie no, afei na ɔsuro no. 16 Nanso na Israel ne Yuda nyinaa dɔ Dawid, ɛfiri sɛ na ɔdi wɔn anim kɔ ɛko.

17 Akyire yi, Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Hwɛ, me babaa panin Merab+ nie. Ɔno na mede no bɛma wo awareɛ.+ Nanso akokoɔduro a wode asom me no, mepɛ sɛ wotoa so saa ara na woko ma Yehowa.”+ Deɛ ɛwom ne sɛ, na Saul aka no ne tirim sɛ: ‘Me deɛ, meremfa me nsa nka no, Filistifoɔ na wɔbɛku no.’+ 18 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Mene hwan, na me papa abusua nso yɛ deɛn wɔ Israel na mabɛyɛ ɔhene ase?”+ 19 Nanso berɛ duruu sɛ wɔde Saul babaa Merab ma Dawid no, na wɔama Adriel+ a ɔfiri Mehola no aware no dada.

20 Ná Saul babaa Mikal+ pɛ Dawid, na berɛ a wɔkaa ho asɛm kyerɛɛ Saul no, ɛyɛɛ no dɛ. 21 Deɛ Saul kaeɛ ne sɛ: “Mede no bɛma no, na asum no fidie, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Filistifoɔ no bɛnya no.”+ Enti Saul san ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ɛnnɛ mepɛ sɛ mede me babaa ma wo awareɛ.”* 22 Afei nso, Saul ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Dawid kokoam sɛ: ‘Hwɛ! Ɔhene pɛ w’asɛm, na ne nkoa nyinaa dɔ wo. Enti bɛware ɔhene babaa.’” 23 Berɛ a Saul nkoa bɛkaa nsɛm yi kyerɛɛ Dawid no, Dawid kaa sɛ: “Ohianiwa te sɛ me a mensɛ hwee yi, mene hwan na mayɛ ɔhene ase?”+ 24 Na Saul nkoa no kɔkaa nsɛm a Dawid kaeɛ no kyerɛɛ no.

25 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Monkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Ɔhene rennye ti adeɛ+ biara, na mmom fa adanseɛ bɛkyerɛ no sɛ woakum Filistifoɔ mmarima 100,*+ na fa tua ɔhene atamfo so ka.’” Nanso na Saul pɛ sɛ ɔfa kwan bi so ma Filistifoɔ no kum Dawid. 26 Enti ne nkoa no kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Dawid, na Dawid ani gyee ho sɛ ɔbɛyɛ ɔhene ase.+ Berɛ no nnya nsoeɛ no, 27 Dawid ne ne mmarima kɔkunkum Filistifoɔ 200, na Dawid de adanseɛ bɛkyerɛɛ ɔhene sɛ wɔawuwu, na ɔbɛyɛɛ ɔhene ase. Enti Saul de ne babaa Mikal maa no awareɛ.+ 28 Saul huu sɛ Yehowa di Dawid akyi,+ na ne babaa Mikal nso dɔ no.+ 29 Wei maa Saul suroo Dawid paa, na Saul nna a aka nyinaa, Dawid bɛyɛɛ ne tamfo.+

30 Ná Filistifoɔ akunini taa firi adi bɛko, na da biara a wɔbɛba no, na Dawid di wɔn so nkonim* sene Saul nkoa nyinaa,+ na ɔgyee din paa.+

19 Akyire yi, Saul ka kyerɛɛ ne ba Yonatan ne ne nkoa nyinaa sɛ ɔpɛ sɛ ɔkum Dawid.+ 2 Ná Saul ba Yonatan pɛ Dawid asɛm paa,+ enti Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Me papa Saul pɛ sɛ ɔku wo. Mesrɛ wo, ɔkyena anɔpa hwɛ wo ho yie, na kɔpɛ baabi hinta, na nyi wo ho adi. 3 Mɛgyina me papa nkyɛn wɔ wuram baabi a woakɔhinta no, na me ne me papa bɛkasa ama wo, na deɛ ɛbɛsi biara mɛma w’aso ate.”+

4 Enti Yonatan kaa Dawid ho asɛmpa+ kyerɛɛ ne papa Saul sɛ: “Mma ɔhene nnyɛ n’akoa Dawid bɔne, ɛfiri sɛ ɔnyɛɛ wo bɔne, na wayɛ nneɛma pa pii ama wo. 5 Ɔde ne nkwa too ne nsam* kɔkum Filistini no,+ na Yehowa nam so maa Israel nyinaa dii nkonim* kɛseɛ. Wohunuiɛ, na wodii ahurisie. Enti adɛn na ɛsɛ sɛ woka mogya a ɛdi bem gu de yɛ bɔne, na wokum Dawid kwa?”+ 6 Saul tiee Yonatan, na Saul kaa ntam sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, merenku no.” 7 Ɛno akyi no, Yonatan frɛɛ Dawid, na ɔkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no. Afei Yonatan de Dawid brɛɛ Saul, na ɔbɛsom no sɛ kane no.+

8 Akyire yi, ɛko sii bio; Dawid ne Filistifoɔ kɔkoeɛ, na ɔkunkum wɔn mu bebree, na wɔn a wɔkaeɛ no dwane firii n’anim.

9 Berɛ a na Saul te ne fie no, Yehowa maa honhom bɔne baa ne so.+ Ná Dawid de sankuo rebɔ nnwom, ɛnna Saul kura pea wɔ ne nsam.+ 10 Saul too pea no sɛ ɔde rewɔ Dawid afam dan ho, nanso ɔtwee ne ho firii Saul anim maa pea no kɔwɔɔ dan no ho. Ɛnna Dawid dwane firii hɔ saa anadwo no. 11 Akyire yi, Saul somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔwɛn Dawid fie na wɔnku no anɔpa,+ nanso Dawid yere Mikal ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ anadwo yi woannwane* a, ɔkyena wobɛwu.” 12 Ɛhɔ ara na Mikal maa Dawid faa mpomma mu sii fam, na ɔtuu mmirika dwaneeɛ. 13 Mikal faa terafim honi* de too mpa no so, na ɔde ntoma a wɔde apɔnkye nwi ayɛ guu baabi a ne kunu de ne ti to, na ɔde ntoma kataa so.

14 Na Saul somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa Dawid mmra, nanso ne yere kaa sɛ: “Ɔyare.” 15 Ɛnna Saul san somaa abɔfoɔ no sɛ wɔnkɔ Dawid hɔ, na ɔkaa sɛ: “Monkɔfa ɔne mpa no mmrɛ me, na menku no.”+ 16 Abɔfoɔ no kɔɔ hɔ no, wɔkɔtoo sɛ terafim honi* na ɛda mpa no so, na ntoma a wɔde apɔnkye nwi ayɛ gu baabi a ne kunu de ne ti to no. 17 Ɛnna Saul bisaa Mikal sɛ: “Adɛn nti na woadaadaa me na woama me tamfo+ adwane kɔ?” Na Mikal buaa Saul sɛ: “Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ma menkɔ, anyɛ saa a, mɛku wo!’”

18 Dawid deɛ, ɔtuu mmirika dwaneeɛ, na ɔkɔɔ Samuel nkyɛn wɔ Rama+ kɔkaa deɛ Saul de ayɛ no nyinaa kyerɛɛ no. Ɛnna ɔne Samuel firii hɔ kɔtenaa Naiot.+ 19 Akyire yi, nkurɔfoɔ kɔbɔɔ Saul amanneɛ sɛ: “Hwɛ! Dawid kɔ Naiot wɔ Rama.” 20 Ntɛm ara na Saul somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔkye Dawid mmra. Berɛ a wɔhuu adiyifoɔ mpanimfoɔ no sɛ wɔrehyɛ nkɔm na Samuel gyina hɔ rehwɛ wɔn so no, Onyankopɔn honhom baa Saul abɔfoɔ no so, na wɔn nso yɛɛ wɔn adeɛ te sɛ adiyifoɔ.

21 Berɛ a wɔbɛka kyerɛɛ Saul no, ɛhɔ ara na ɔsomaa abɔfoɔ foforɔ, na wɔn nso yɛɛ wɔn adeɛ te sɛ adiyifoɔ. Enti Saul somaa abɔfoɔ, ne mprɛnsa so, na wɔn nso yɛɛ wɔn adeɛ te sɛ adiyifoɔ. 22 Afei ɔno ankasa kɔɔ Rama. Berɛ a ɔkɔduruu abura kɛseɛ a ɛwɔ Seku ho no, ɔbisaa sɛ: “Ɛhe na Samuel ne Dawid wɔ?” Ɛnna wɔkaa sɛ: “Wɔwɔ Naiot+ wɔ Rama.” 23 Berɛ a Saul firi hɔ rekɔ Naiot wɔ Rama no, ɔno nso, Onyankopɔn honhom baa ne so, na berɛ a ɔnam kwan so no, ɔyɛɛ n’adeɛ te sɛ odiyifoɔ kɔsii sɛ ɔduruu Naiot wɔ Rama. 24 Ɔno nso yii ne ntaadeɛ, na ɔyɛɛ n’adeɛ te sɛ odiyifoɔ wɔ Samuel anim, na ɔdaa hɔ da mu no nyinaa ne anadwo mu no nyinaa a ɔnhyɛ ataadeɛ.* Ɛno nti na wɔka sɛ: “Saul nso ka adiyifoɔ no ho anaa?”+

20 Ɛnna Dawid dwane firii Naiot wɔ Rama, na ɔbaa Yonatan nkyɛn bɛkaa sɛ: “Ɛdeɛn na mayɛ?+ Me mfomsoɔ ne sɛn, na bɔne bɛn koraa na mayɛ wo papa a enti ɔrehwehwɛ me aku me?”* 2 Na Yonatan nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛmpare wo!+ Worenwu. Hwɛ! Me papa renyɛ biribiara, sɛ́ ɛyɛ ketewa anaa kɛseɛ a ɔrenka ho asɛm nkyerɛ me. Adɛn nti na me papa de asɛm yi bɛsie me? Ɛremma saa da.” 3 Nanso Dawid kaa ntam sɛ: “Wo papa nim sɛ wopɛ m’asɛm,+ enti ɔbɛka sɛ, ‘Mommma Yonatan nnte ho asɛm, anyɛ saa a, ne bo bɛfu.’ Sɛ́ Yehowa te ase na wo nso wote ase yi,* me ne owuo ntam kwan nware koraa!”*+

4 Ɛnna Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Deɛ wobɛka* biara, mɛyɛ ama wo.” 5 Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: “Ɔkyena yɛ bosome foforɔ,+ na ɛsɛ sɛ me ne ɔhene tena ase didi, nanso gya me kwan na memfa me ho nkɔsie wuram nkɔsi da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anwummerɛ. 6 Sɛ wo papa hu sɛ menni hɔ a, ka sɛ, ‘Dawid srɛɛ me kwan sɛ ɔretu mmirika akɔ ne kurom Betlehem,+ ɛfiri sɛ berɛ aso sɛ abusua no nyinaa bɔ afɔreɛ a wɔbɔ no afe biara no.’+ 7 Sɛ ɔka sɛ, ‘Ɛnyɛ hwee’ a, ɛnneɛ na ɛyɛ asomdwoeɛ ma w’akoa. Na sɛ ne bo fu a, ɛnneɛ hu sɛ ɔpɛ sɛ ɔdi me bɔne. 8 Da ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ w’akoa,+ ɛfiri sɛ wo ne w’akoa ayɛ Yehowa apam.+ Nanso sɛ mayɛ bɔne a,+ wo ara ku me. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wode me hyɛ wo papa nsa?”

9 Ɛnna Yonatan kaa sɛ: “Ɛmpare me sɛ mɛnya saa adwene no! Sɛ mehu sɛ me papa pɛ sɛ ɔdi wo bɔne a, enti merenka nkyerɛ wo?”+ 10 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: “Sɛ wo papa ka asɛmmɔne bi kyerɛ wo a, hwan na ɔbɛbɔ me amanneɛ?” 11 Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wo deɛ, bra ma yɛnkɔ wuram.” Enti wɔn mmienu kɔɔ wuram. 12 Ɛnna Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yehowa, Israel Nyankopɔn nyɛ danseni sɛ, ɔkyena anaa ɔkyena akyi saa berɛ yi, me ne me papa bɛkasa ahu n’adwene, na sɛ ɔwɔ Dawid ho adwempa a, mɛsoma aba wo nkyɛn abɛyi wo asotire. 13 Nanso mehu sɛ me papa pɛ sɛ ɔdi wo bɔne na manyi wo asotire, na mamma woankɔ asomdwoeɛ mu a, Yehowa ntua Yonatan ka na ɔmfa bi nka ho. Yehowa nni w’akyi+ sɛdeɛ ɔdii me papa akyi no.+ 14 Mete ase yi, kɔ so da Yehowa dɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ me, na mewu mpo a, yɛ saa ara.+ 15 Sɛ Yehowa pra Dawid atamfo a wɔwɔ asaase so nyinaa firi hɔ mpo a, nyi wo dɔ a ɛnni hwammɔ no mfiri me fie da.”+ 16 Enti Yonatan ne Dawid fie yɛɛ apam, na ɔkaa sɛ: “Ma Yehowa ntua Dawid atamfo so ka.” 17 Enti Yonatan maa Dawid san kaa ntam de kyerɛɛ ne dɔ, ɛfiri sɛ na ɔdɔ no sɛ ɔno ara ne ho.*+

18 Afei Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyena yɛ bosome foforɔ,+ w’adwa bɛda hɔ, enti obiara bɛhu sɛ wonni hɔ. 19 Ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ani bɛba wo ho, enti bra faako a nnaano* wode wo ho sieeɛ no, na twɛn wɔ ɛboɔ yi ho. 20 Na mɛto agyan mmiɛnsa afa ɛboɔ no fã baako te sɛ deɛ mede rebɔ biribi. 21 Sɛ mesoma ɔsomfoɔ no a, mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Kɔhwehwɛ agyan no.’ Sɛ meka kyerɛ ɔsomfoɔ no sɛ, ‘Hwɛ! Agyan no wɔ ɔfã nohoa nti sesa bra’ a, ɛnneɛ bra, ɛfiri sɛ sɛ́ Yehowa te ase yi, ɛkyerɛ sɛ asomdwoeɛ wɔ hɔ, na bɔne biara rento wo. 22 Nanso sɛ meka kyerɛ abɔfra no sɛ, ‘Hwɛ! Agyan no wɔ akyiri nohoa’ a, ɛnneɛ kɔ, ɛfiri sɛ Yehowa pɛ sɛ wokɔ. 23 Na ɛbɔ a me ne wo mmienu nyinaa ahyɛ yi,+ ma Yehowa nyɛ danseni wɔ me ne wo ntam nkɔsi daa.”+

24 Enti Dawid kɔhintaa wuram hɔ. Berɛ a bosome foforɔ duruiɛ no, ɔhene tenaa n’adwa so sɛ ɔrebɛdidi.+ 25 Ɔhene tenaa n’adwa so wɔ ɛdan no ho sɛdeɛ ɔyɛ daa no. Yonatan ne no dii nhwɛanimu, na Abner+ nso tenaa Saul nkyɛn. Dawid deɛ, na n’adwa no da hɔ. 26 Saul anka hwee saa da no; mmom ɔkaa no ne tirim sɛ: ‘Gyama biribi nti ne ho nte.+ Ampa, ɛbɛyɛ sɛ ne ho nte.’ 27 Na da a ɛtɔ so mmienu a ɛyɛ da a ɛdi bosome foforɔ akyi no nso, ná Dawid adwa no da hɔ. Enti Saul bisaa ne ba Yonatan sɛ: “Adɛn nti na nnora ne nnɛ nyinaa Yese+ ba no ammɛdidi?” 28 Ɛnna Yonatan buaa Saul sɛ: “Dawid srɛɛ kwan wɔ me hɔ sɛ ɔrekɔ Betlehem.+ 29 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mesrɛ wo, gya me kwan, ɛfiri sɛ yɛrekɔbɔ abusua afɔreɛ wɔ kuro no mu, na me nua afrɛ me sɛ memmra. Enti sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, ma memmɔ hwii nkɔ nkɔhwɛ me nuanom no.’ Wei nti na wamma ɔhene pono ho yi.” 30 Saul bo fuu Yonatan paa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo, ɔbaa tuatefoɔ ba. Ɛyɛ wo sɛ mennim sɛ woakɔgyina Yese ba no afã de rehyɛ wo ne wo maame* aniwuo anaa? 31 Berɛ a Yese ba no da so te ase wɔ asaase so yi, wo ne w’ahennie rentim da.+ Enti soma ma wɔnkɔfa no mmrɛ me, ɛfiri sɛ ɔfata owuo.”+

32 Ɛnna Yonatan bisaa ne papa Saul sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔwu?+ Ɛdeɛn na wayɛ?” 33 Ɛnna Saul too pea sɛ ɔde rewɔ no,+ na ɛno maa Yonatan huu sɛ ne papa asi ne bo sɛ ɔbɛkum Dawid.+ 34 Ɛhɔ ara na Yonatan de abufuo sɔre firii ɛpono no ho, na wannidi bosome foforɔ no da a ɛtɔ so mmienu no, ɛfiri sɛ Dawid asɛm no yɛɛ no ya,+ na na ne papa agu n’anim ase.

35 Anɔpa no, Yonatan pue kɔɔ wuram sɛ ɔrekɔhyia Dawid sɛdeɛ wɔhyehyɛeɛ no, na na ɔsomfoɔ kumaa bi ka ne ho.+ 36 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: “Mesrɛ wo, tu mmirika kɔhwehwɛ agyan a merebɛto no.” Na ɔsomfoɔ no tuu mmirika, na Yonatan nso too agyan no traa no. 37 Berɛ a ɔsomfoɔ no kɔduruu faako a Yonatan too agyan no kɔeɛ no, Yonatan teaam ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ no sɛ: “Ɛnyɛ w’anim nohoa na agyan no wɔ?” 38 Yonatan teaam ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ no sɛ: “Ka wo ho! Ma wo ho nyɛ hare! Yɛ ntɛm sesa bra!” Ɛnna Yonatan somfoɔ no kɔsesaa agyan no, na ɔbaa ne wura nkyɛn. 39 Ɔsomfoɔ no deɛ, na ɔnnim deɛ ɛrekɔ so; Yonatan ne Dawid nko ara na na wɔte deɛ ɛrekɔ so no ase. 40 Ɛno akyi no, Yonatan de n’akodeɛ no maa ne somfoɔ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ, fa kɔ kuro no mu.”

41 Berɛ a ɔsomfoɔ no kɔeɛ no, Dawid sɔre firii nkyɛn hɔ baabi wɔ anaafoɔ fam baeɛ. Ɛnna ɔde n’anim butuu fam, na ɔbɔɔ ne mu ase mprɛnsa. Obiara fee ne yɔnko ano, na obiara suu ne yɔnko; Dawid na ɔsuu kɛse. 42 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ, ɛfiri sɛ yɛn mmienu nyinaa aka ntam+ wɔ Yehowa din mu sɛ, ‘Yehowa nyɛ danseni wɔ me ne wo ne m’asefoɔ* ne w’asefoɔ* ntam nkɔsi daa.’”+

Ɛnna Dawid sɔre siim kɔɔ ne kwan, na Yonatan san kɔɔ kuro no mu.

21 Akyire yi, Dawid kɔɔ ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn wɔ Nob.+ Berɛ a Ahimelek huu Dawid no, ne ho popoeɛ, na ɔbisaa no sɛ: “Adɛn nti na wo nko ara wonam a obiara nka wo ho yi?”+ 2 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ: “Ɔhene asoma me sɛ menkɔyɛ biribi, nanso waka akyerɛ me sɛ, ‘Mma obiara nnhu deɛ enti a meresoma wo, ne ɛho akwankyerɛ a mede ama wo no.’ Me ne mmeranteɛ no ahyehyɛ sɛ yɛbɛhyia wɔ baabi. 3 Na afei, sɛ wowɔ paanoo nnum anaa biribi foforɔ biara a, mesrɛ wo, fa ma me.” 4 Nanso ɔsɔfoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Menni paanoo biara wɔ hɔ, gye paanoo kronkron+ no. Sɛ mmeranteɛ no atwe wɔn ho afiri mmaa ho nko ara deɛ a,* mɛtumi de ama wo.”+ 5 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ no sɛ: “Yɛatwe yɛn ho afiri mmaa ho sɛdeɛ berɛ biara a mɛkɔ ɛko no, meyɛ no.+ Sɛ ɛnyɛ ade kronkron na yɛrekɔyɛ mpo a, ɛyɛ a mmeranteɛ no ho te, na kampɛsɛ ɛnnɛ a ɛsɛ sɛ wɔn ho te.” 6 Ɛnna ɔsɔfoɔ no de paanoo kronkron no+ maa no, ɛfiri sɛ na paanoo biara nni hɔ sɛ paanoo a wɔde kyerɛ a wɔayi afiri Yehowa anim no. Saa da no, na wɔayiyi de paanoo a wɔatõ no foforɔ agu hɔ.

7 Ná Saul nkoa no mu baako, Edomni+ Doeg+ wɔ hɔ saa da no. Ná wɔahyɛ no sɛ ɔntena Yehowa anim. Ɔno na na ɔyɛ Saul nnwanhwɛfoɔ so panin.

8 Ɛnna Dawid bisaa Ahimelek sɛ: “Wowɔ pea anaa sekan wɔ ha? Mamfa me sekan ne m’akodeɛ ankura, ɛfiri sɛ na ɛhia sɛ medi ɔhene asɛm no ho dwuma ntɛm.” 9 Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: “Filistini Goliat+ a wokum no wɔ Ela Bɔn mu*+ no sekan no nie. Ɛno na wɔde ntoma akyekyere ho wɔ efɔd*+ no akyi no. Sɛ wopɛ a, fa, ɛfiri sɛ ɛno nko ara na ɛwɔ ha.” Dawid kaa sɛ: “Ɛso bi nni hɔ. Fa ma me.”

10 Saa da no, Saul nti, Dawid sɔre toaa so dwaneeɛ,+ na ɔkɔduruu Gat hene Akis+ nkyɛn. 11 Na Akis nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ Dawid, asaase no so hene no nie? Ɛnyɛ wei na wɔde nnwom ne asa bɔ gyee ne so sɛ,

‘Saul akum apem,

Na Dawid akum mpem du’ no?”+

12 Dawid de nsɛm yi siee n’akoma mu, na Gat hene Akis nti, ehu kaa no paa.+ 13 Enti ɔyɛɛ ne ho sɛ bɔdamfoɔ+ wɔ wɔn anim, na ɔdii abɔdamsɛm wɔ wɔn mu.* Ná ɔtwerɛtwerɛɛ kuro apono no ho, na na ɔma ne ntasuo siane fa n’abodwesɛ mu. 14 Ɛnna Akis ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: “Moahu sɛ ɔbarima yi abɔ dam, enti adɛn na mode no abrɛ me? 15 Adɛn, mehia abɔdamfoɔ nti na mode wei abrɛ me sɛ ɔmmɛdi abɔdamsɛm nkyerɛ me anaa? Ɔbarima yi deɛ, ɔrebɛpɛ deɛn wɔ me fie?”

22 Enti Dawid firii hɔ,+ na odwane kɔɔ Adulam ɔbodan+ no mu. Berɛ a ne nuanom ne ne papa fiefoɔ nyinaa teeɛ no, wɔkɔɔ ne nkyɛn wɔ hɔ. 2 Na mmarima a wɔakɔ ɔhaw mu ne wɔn a wɔdede aka ne wɔn a nneɛma ahyɛ wɔn so* nyinaa boaboaa wɔn ho ano kɔɔ ne nkyɛn, na ɔyɛɛ wɔn so panin. Mmarima bɛyɛ 400 na wɔkɔkaa ne ho.

3 Akyire yi, Dawid firii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab,+ na ɔka kyerɛɛ Moab hene sɛ: “Mesrɛ wo, ma me papa ne me maame mmɛtena mo nkyɛn nkɔsi sɛ mɛhunu deɛ Onyankopɔn bɛyɛ ama me.” 4 Enti ɔgyaa wɔn wɔ Moab hene nkyɛn, na nna a Dawid de tenaa dwankɔbea hɔ nyinaa,+ ɔhene no nkyɛn na ne papa ne ne maame tenaeɛ.

5 Akyire yi, odiyifoɔ Gad+ ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ntena dwankɔbea hɔ. Firi hɔ na kɔ Yuda asaase so.”+ Enti Dawid firii hɔ kɔɔ Heret kwaeɛ mu.

6 Saul tee sɛ wɔahu Dawid ne mmarima a wɔka ne ho no. Ná Saul te tamarisk dua no ase wɔ Gibea+ bepɔ bi so kura ne pea wɔ ne nsam, na ne nkoa nyinaa gyinagyina ne ho. 7 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: “Mo Benyaminfoɔ, mesrɛ mo, montie. Enti Yese ba+ no nso bɛtumi ama mo nyinaa nsaase ne bobefuo?* Ɔbɛyɛ mo nyinaa apem apem so ahwɛfoɔ ne ɔhaha so ahwɛfoɔ anaa?+ 8 Mo nyinaa moabɔ me ho pɔ. Me ara me ba ne Yese ba no ayɛ apam,+ nanso obiara anyi me asotire. Mo mu biara nni hɔ a m’asɛm yɛ no mmɔbɔ a ɔbɛka akyerɛ me sɛ me ara me ba aboa m’akoa ama nnɛ a merekasa yi, wakɔtɛ baabi repɛ me adi me bɔne.”

9 Ɛnna Edomni Doeg+ a ɔda Saul nkoa ano no ka kyerɛɛ no sɛ:+ “Mehuu sɛ Yese ba no baa Ahitab ba+ Ahimelek nkyɛn wɔ Nob. 10 Ɔbisaa Yehowa anom asɛm maa no, na ɔmaa no aduane. Ɔde Filistini Goliat sekan no mpo maa no.”+ 11 Ɛhɔ ara na ɔhene somaa sɛ wɔnkɔfrɛ Ahitab ba ɔsɔfoɔ Ahimelek ne ne papa fiefoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ wɔ Nob no nyinaa mmra. Enti wɔn nyinaa baa ɔhene anim.

12 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Ahitab ba, mesrɛ wo tie!” Na ɔkaa sɛ: “Me wura, meretie.” 13 Saul ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na wo ne Yese ba no abɔ me ho pɔ? Woama no aduane ne sekan, na woabisa Onyankopɔn anom asɛm ama no. Wasɔre atia me, na merekasa yi wakɔtɛ baabi repɛ me adi me bɔne.” 14 Ɛnna Ahimelek buaa ɔhene sɛ: “Wo nkoa nyinaa mu no, hwan na ɔyɛ ɔnokwafoɔ te sɛ Dawid?+ Ɔware ɔhene babaa,+ na ɔyɛ w’awɛmfoɔ so panin a ɔwɔ anidie wɔ wo fie.+ 15 Ɛnnɛ ne da a ɛdi kan a merebisa Onyankopɔn anom asɛm ama no anaa?+ Ɛmpare me sɛ mɛyɛ deɛ woreka yi! Mma ɔhene mmmu n’akoa ne me papa fie nyinaa fɔ, ɛfiri sɛ wei nyinaa, w’akoa nnim ho hwee.”+

16 Nanso ɔhene kaa sɛ: “Ahimelek, wo ne wo papa fiefoɔ nyinaa,+ mobɛwu.”+ 17 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ awɛmfoɔ* a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: “Monkɔkunkum Yehowa asɔfoɔ no, ɛfiri sɛ wɔne Dawid ayɛ baako! Wɔhuu sɛ ɔredwane nso wɔanyi me asotire!” Nanso na ɔhene nkoa no mpɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka Yehowa asɔfoɔ no. 18 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Doeg+ sɛ: “Kɔkunkum asɔfoɔ no!” Ɛhɔ ara na Edomni+ Doeg kɔto hyɛɛ asɔfoɔ no so. Ɛda no, ɔkunkum mmarima 85 a wɔhyehyɛ nwera efɔd.*+ 19 Asɔfoɔ no kuro Nob+ nso, ɔde sekan kɔkunkum emu nnipa; ɔkunkum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie, mfunumu, ne nnwan.

20 Nanso Ahitab ba Ahimelek ba baako a wɔfrɛ no Abiatar+ nyaa ne ho teteeɛ, na odwane kɔdii Dawid akyi. 21 Abiatar ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Saul akunkum Yehowa asɔfoɔ no.” 22 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abiatar sɛ: “Ɛda no,+ na Edomni Doeg wɔ hɔ, enti mehuu sɛ deɛ ɛteɛ biara, ɔbɛka akyerɛ Saul. Me na mama wo papa fiefoɔ nyinaa* awuwu. 23 Wo deɛ, tena me nkyɛn. Nsuro, ɛfiri sɛ obiara a ɔrepɛ wo aku wo* no repɛ me nso aku me;* mɛbɔ wo ho ban.”+

23 Akyire yi, wɔbɛka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Filistifoɔ ne Keilafoɔ+ reko, na wɔrewiawia wɔn aduane wɔ ayuporobea.” 2 Enti Dawid bisaa Yehowa sɛ:+ “Menkɔ na menkɔkunkum Filistifoɔ yi anaa?” Yehowa buaa Dawid sɛ: “Kɔ, kɔkunkum Filistifoɔ no na gye Keilafoɔ.” 3 Ɛnna Dawid mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, Yuda fã ha+ a yɛwɔ yi mpo, yɛsuro, na sɛ yɛkɔ Keila sɛ yɛne Filistifoɔ dɔm rekɔko a, ɛnneɛ yɛnnim deɛ ɛbɛsi!”+ 4 Enti Dawid san bisaa Yehowa.+ Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre, siane kɔ Keila, ɛfiri sɛ mede Filistifoɔ no bɛhyɛ wo nsa.”+ 5 Enti Dawid ne ne mmarima no kɔɔ Keila ne Filistifoɔ kɔkoeɛ, na ɔfaa wɔn nyɛmmoa kɔeɛ, na ɔkunkum wɔn mu bebree. Dawid twitwa gyee Keilafoɔ.+

6 Berɛ a Ahimelek ba Abiatar+ redwane akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔde efɔd* no kɔeɛ. 7 Wɔkɔbɔɔ Saul amanneɛ sɛ: “Dawid aba Keila.” Ɛnna Saul kaa sɛ: “Onyankopɔn de no ahyɛ me nsa;*+ ɛfiri sɛ kuro a apono ne mmeamu deda ano mu na wakɔhyɛ de asum ne ho fidie.” 8 Enti Saul frɛfrɛɛ n’asraafoɔ no nyinaa sɛ wɔnkɔ Keila na wɔnkɔtwa Dawid ne ne mmarima no ho nhyia. 9 Berɛ a Dawid tee sɛ Saul rebɔ ne ho pɔ bɔne no, ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ: “Fa efɔd no bra ha.”+ 10 Ɛnna Dawid kaa sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn, w’akoa ate sɛ, me nti Saul pɛ sɛ ɔba Keila bɛsɛe kuro yi.+ 11 Keila mpanimfoɔ* de me bɛhyɛ ne nsa anaa? Enti Saul bɛba ha sɛdeɛ w’akoa ate no? O Yehowa, Israel Nyankopɔn, mesrɛ wo, ka kyerɛ w’akoa.” Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Ɔbɛba.” 12 Dawid bisaa sɛ: “Keila mpanimfoɔ de me ne me mmarima no bɛhyɛ Saul nsa anaa?” Ɛnna Yehowa buaa sɛ: “Wɔde mo bɛhyɛ ne nsa.”

13 Ntɛm ara na Dawid ne ne mmarima bɛyɛ 600+ no sɔreeɛ, na wɔfirii Keila nante kɔɔ baabiara a wɔbɛnya. Berɛ a nkurɔfoɔ kɔbɔɔ Saul amanneɛ sɛ Dawid adwane afiri Keila kɔ no, wannya ankɔ hɔ ankɔhwehwɛ no bio. 14 Dawid kɔtenaa serɛ so mmeaeɛ a ɛhɔ kɔ yɛ den; ɔtenaa Sif+ serɛ so mmepɔ mu. Saul hwehwɛɛ no saa ara,+ nanso Yehowa amma no annya no. 15 Berɛ a Dawid wɔ Sif serɛ so wɔ Hores no, na ɔnim sɛ* Saul aba hɔ rebɛhwehwɛ no* aku no.

16 Ɛnna Saul ba Yonatan kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores kɔhyɛɛ no* den wɔ Yehowa din mu.+ 17 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro, ɛfiri sɛ me papa Saul nsa renka wo, na wo na wobɛdi Israel so hene,+ na mɛyɛ w’abadiakyire; me papa Saul mpo nim saa.”+ 18 Ɛnna wɔn mmienu no yɛɛ apam+ wɔ Yehowa anim, na Dawid tenaa Hores, Yonatan deɛ, ɔkɔɔ ne fie.

19 Akyire yi, Sif mmarima kɔɔ Saul nkyɛn wɔ Gibea+ kɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ yɛn nkyɛn ha yi ara na Dawid abɛhinta+ wɔ beaeɛ a ɛhɔ kɔ yɛ den wɔ Hores,+ Hakila bepɔ+ no so wɔ Yesimon*+ anaafoɔ fam?* 20 O ɔhene, berɛ biara a wopɛ* sɛ woba ha no, bra, na yɛn nso yɛde no bɛhyɛ ɔhene nsa.”+ 21 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Yehowa nhyira mo, ɛfiri sɛ moahu me mmɔbɔ. 22 Mesrɛ mo, monkɔhwehwɛ baabi pɔtee a ɔwɔ ne onii a ɔhuu no wɔ hɔ, ɛfiri sɛ mate sɛ n’ani ate paa. 23 Monkɔhwehwɛ mmeaeɛ a ɔkɔhintaeɛ no nyinaa, na mommɛka ho asɛm nkyerɛ me. Afei me ne mo bɛkɔ hɔ, na sɛ ɔwɔ asaase no so a, mɛkyini Yuda mpempem nyinaa mu ahwehwɛ no.”

24 Enti wɔfirii hɔ dii Saul kan kɔɔ Sif.+ Saa berɛ no, na Dawid ne ne mmarima no wɔ Maon+ serɛ so wɔ Araba+ a ɛwɔ Yesimon anaafoɔ fam no. 25 Afei Saul ne ne mmarima no bɛhwehwɛɛ no.+ Berɛ a wɔka kyerɛɛ Dawid no, ɛhɔ ara na ɔsiane kɔhyɛɛ ɔbotan+ mu wɔ Maon serɛ so, na ɔtenaa hɔ. Saul teeɛ no, ɔtii Dawid wɔ Maon serɛ no so. 26 Ɛduruu baabi no, na Saul wɔ bepɔ no fã ha, ɛnna Dawid ne ne mmarima no nso wɔ bepɔ no fã nohoa. Ná Dawid redwane+ Saul, nanso na Saul ne ne mmarima no rebɛn Dawid ne ne mmarima no, na na wɔrepɛ wɔn akye wɔn.+ 27 Nanso obi baa Saul nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ ntɛm bra, na Filistifoɔ abɛto ahyɛ asaase no so!” 28 Ɛnna Saul gyaee Dawid akyiri di,+ na ɔne Filistifoɔ no kɔkoeɛ. Ɛno nti na wɔtoo hɔ din Ntetemu Botan no.

29 Ɛnna Dawid dwane firii hɔ, na ɔkɔtenaa mmeaeɛ a ɛhɔ kɔ yɛ den wɔ En-Gedi.+

24 Berɛ a Saul kɔtaa Filistifoɔ no so wieeɛ a ɔsan baeɛ no, wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Dawid wɔ En-Gedi+ serɛ so.”

2 Ɛnna Saul faa mmarima 3,000 a wɔayi wɔn afiri Israel nyinaa kaa ne ho sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid ne ne mmarima no wɔ abotan akɛseɛ no mu, baabi a bepɔ so mpɔnkye tena no. 3 Berɛ a Saul nam kwan so no, ɔkɔduruu nnwammuo a wɔde aboɔ ayɛ no ho, na na ɔbodan bi wɔ hɔ. Saul kɔɔ mu sɛ ɔrekɔgya n’anan, na na Dawid ne ne mmarima no nso tete ɔbodan no mu+ wɔ ɛfã nohoa. 4 Dawid mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnnɛ Yehowa reka akyerɛ wo sɛ, ‘Hwɛ! mede wo tamfo rehyɛ wo nsa,+ enti deɛ wopɛ biara, fa yɛ no.’” Ɛnna Dawid sɔre yɛɛ brɛoo kɔtwaa Saul ataadeɛ nsasini ano. 5 Nanso Dawid akoma bɔe*+ sɛ watwa Saul ataadeɛ ano. 6 Ɔka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: “Ɛmpare me sɛ mɛgyina Yehowa anim ayɛ adeɛ a ɛte saa atia me wura a Yehowa asra no na matene me nsa aka no, ɛfiri sɛ Yehowa asra no.”+ 7 Dawid nsɛm yi nti, ne mmarima no twe saneeɛ;* wamma wɔamfa wɔn nsa anka Saul. Saul deɛ, ɔsɔre firii ɔbodan no mu kɔɔ ne kwan.

8 Ɛnna Dawid sɔre firii ɔbodan no mu, na ɔteaam frɛɛ Saul sɛ: “Me wura ɔhene!”+ Berɛ a Saul twaa n’ani hwɛɛ n’akyi no, Dawid bɔɔ ne mu ase koto de n’anim butuu fam. 9 Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Adɛn nti na woretietie nkurɔfoɔ ano sɛ, ‘Hwɛ! Dawid repɛ wo adi wo bɔne’?+ 10 Ɛnnɛ da yi, wode w’ani ahunu sɛdeɛ Yehowa de wo hyɛɛ me nsa wɔ ɔbodan no mu. Nanso berɛ a obi kaa sɛ menku wo no,+ mehuu wo mmɔbɔ, na mekaa sɛ, ‘Meremfa me nsa nka me wura, ɛfiri sɛ Yehowa asra no.’+ 11 Me papa, hwɛ sɛ w’ataadeɛ nsasini ano kura me nsam. Metwaeɛ, nanso manku wo. Afei deɛ, wo ara woahu sɛ menyɛɛ m’adwene sɛ mɛdi wo bɔne anaa mɛte wo so atua. Menyɛɛ wo bɔne,+ nanso wo deɛ, woretaataa me apɛ me aku me.*+ 12 Yehowa mmu me ne wo ntam atɛn;+ Yehowa na ɔbɛtua wo ka ama me.+ Me deɛ, meremfa me nsa nka wo.+ 13 Sɛdeɛ tete bɛ no ka no, ‘Nnipabɔnefoɔ deɛ, bɔne ara na wɔbɛyɛ’; me deɛ meremfa me nsa nka wo. 14 Hwan na Israel hene atu n’ani asi ne so yi? Hwan na wotaataa no yi? Me kraman funu yi? Sommorɔ baako pɛ yi?+ 15 Yehowa bɛyɛ ɔtemmufoɔ na wabu me ne wo ntam atɛn, na ɔbɛhunu na wadi m’asɛm ama me,+ na wabu me atɛn agye me afiri wo nsam.”

16 Berɛ a Dawid ano siiɛ no, Saul kaa sɛ: “Me ba Dawid, wo nne na mete yi anaa?”+ Ɛnna Saul suu dendeenden. 17 Ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wotene sene me, ɛfiri sɛ papa na woayɛ me, nanso bɔne na mede atua wo ka.+ 18 Ɛnnɛ woama mahu sɛ wo ne me adi no yie, ɛfiri sɛ Yehowa de me hyɛɛ wo nsa, nanso woanku me.+ 19 Hwan na ɔnya ne tamfo a, ɔde ne ho bɛkyɛ no? Deɛ woayɛ ama me nnɛ yi nti, Yehowa bɛma wo akatua pa.+ 20 Afei hwɛ! menim sɛ wo na wobɛdi hene, na wo nsam na Israel ahennie bɛgyina.+ 21 Enti ka me ntam wɔ Yehowa din mu+ sɛ worentɔre m’asefoɔ* a wɔbɛdi m’akyi aba no ase, na worempepa me din mfiri me papa fie.”+ 22 Ɛnna Dawid kaa Saul ntam, na afei Saul kɔɔ ne fie.+ Dawid ne ne mmarima no deɛ, wɔforo kɔɔ dwankɔbea hɔ.+

25 Akyire yi, Samuel wuiɛ,+ na Israelfoɔ nyinaa boaboaa wɔn ho ano bɛsuu no, na wɔsiee no wɔ ne fie nkyɛn wɔ Rama.+ Ɛnna Dawid sɔreeɛ, na ɔsiane kɔɔ Paran serɛ so.

2 Ná ɔbarima bi te Maon+ a n’adwuma wɔ Karmel.*+ Ɔbarima no, na ɔwɔ sika paa; ná ɔwɔ nnwan 3,000 ne mpɔnkye 1,000, na na ɔretwitwa ne nnwan ho nwi wɔ Karmel. 3 Ɔbarima no din de Nabal,+ na ne yere din de Abigail.+ Ná ne yere no nim nyansa, na na ne ho nso yɛ fɛ. Ná ne kunu yɛ Kaleb+ aseni, na na n’asɛm yɛ den na ne suban nso nyɛ fɛ.+ 4 Dawid tee wɔ serɛ so hɔ sɛ Nabal retwitwa ne nnwan ho nwi. 5 Enti Dawid somaa mmeranteɛ du, na Dawid ka kyerɛɛ mmeranteɛ no sɛ: “Monkɔ Nabal nkyɛn wɔ Karmel na mommisa no sɛ mese ne ho te sɛn, 6 na monka sɛ, ‘Nya nkwa tenten na ɛnsi wo ne wo fie ne deɛ wowɔ nyinaa yie.* 7 Mate sɛ woretwitwa wo nnwan ho nwi. Berɛ a yɛne wo nnwanhwɛfoɔ no tenaa wɔ Karmel nyinaa, yɛanyɛ wɔn bɔne biara,+ na wɔn biribiara nso anyera. 8 Wobisa wo mmeranteɛ no a, wɔbɛka akyerɛ wo. Ma me mmeranteɛ no nnya w’anim adom, ɛfiri sɛ yɛaba berɛ pa mu.* Enti yɛsrɛ wo, deɛ wobɛnya biara, fa ma wo nkoa ne wo ba Dawid.’”+

9 Ɛnna Dawid mmeranteɛ no kɔeɛ, na wɔkɔkaa Dawid nkra yi nyinaa kyerɛɛ Nabal. Berɛ a wɔn ano siiɛ no, 10 Nabal buaa Dawid nkoa no sɛ: “Hwan ne Dawid, na hwan ne Yese ba no? Nnansa yi, nkoa a wɔadwane afiri wɔn wuranom nkyɛn adɔɔso.+ 11 M’aduane ne me nsuo ne me nam a makum ama mmarima a wɔretwitwa me nnwan ho nwi no, memfa mma mmarima a mennim baabi a wɔfiri anaa?”

12 Ɛnna Dawid mmeranteɛ no san kɔkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no. 13 Ɛhɔ ara na Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: “Obiara mfa ne sekan mmɔ n’ataaso!”+ Enti obiara de ne sekan bɔɔ n’ataaso, na Dawid nso de ne sekan bɔɔ n’ataaso. Na mmarima bɛyɛ 400 ne Dawid kɔeɛ, na mmarima 200 nso tenaa nneɛma no ho.

14 Saa berɛ no ara mu nso, na asomfoɔ no baako akɔka akyerɛ Nabal yere Abigail sɛ: “Hwɛ, Dawid tuu abɔfoɔ firi serɛ so bɛhyiraa yɛn wura, nanso wateatea mu agu wɔn so adidi wɔn atɛm.+ 15 Mmarima no boaa yɛn paa. Wɔanyɛ yɛn bɔne biara, na berɛ a yɛne wɔn wɔ wuram no, yɛn biribiara anyera.+ 16 Berɛ a yɛne wɔn wɔ hɔ rehwɛ nnwan no nyinaa, wɔyɛɛ sɛ fasuo wɔ yɛn ho awia ne anadwo. 17 Afei dwene deɛ wobɛyɛ ho, ɛfiri sɛ asɛnkɛseɛ reba yɛn wura ne ne fie nyinaa so,+ na ɔno deɛ, ɔyɛ onipahunu*+ a wokasa kyerɛ no a ɛnyɛ yie.”

18 Enti Abigail+ yɛɛ ntɛm faa paanoo 200 ne bobesa nhina akɛseɛ mmienu ne nnwan nnum a wɔasiesie no kama, ne nkyeweɛ seah susudeɛ* nnum, ne bobe keeki 100, ne borɔdɔma aba keeki 200, na ɔde ne nyinaa soaa mfunumu.+ 19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asomfoɔ no sɛ: “Monni kan, na mɛdi mo akyi.” Nanso, wanka hwee ankyerɛ ne kunu Nabal.

20 Berɛ a ɔte afunumu no so resiane bepɔ no, na Dawid ne ne mmarima no nso rehyia no, nanso wɔanhu no, ɛfiri sɛ na bepɔ no asi wɔn anim. Enti ɔkɔpuee wɔn so mpofirim. 21 Dawid deɛ, asɛm a na ɔreka ne sɛ: “Mebɔɔ ɔbarima yi nneɛma nyinaa ho ban wɔ serɛ so, nanso mabrɛ agu kwa. Deɛ ɔwɔ nyinaa baako mpo anyera;+ ne nyinaa akyi no, bɔne na ɔde retua papa a meyɛɛ no no so ka.+ 22 Sɛ ɛbɛduru anɔpa na magya ɔbarima* baako mpo wɔ ne fie a, Onyankopɔn ntua Dawid atamfo ka* na ɔmfa bi nka ho.”

23 Berɛ a Abigail huu Dawid no, ɔyɛɛ ntɛm si firii afunumu no so, na ɔkotoo Dawid anim de n’anim butuu fam. 24 Afei ɔbɛbutuu ne nan ase kaa sɛ: “O me wura, me mmom na fa soboɔ no bɔ me; yɛ aso tie w’afenaa. 25 Mesrɛ wo, mma me wura nnni onipahunu Nabal+ yi akyi, na ne din ne ne suban sɛ. Ne din de Nabal,* na agyimisɛm bata ne ho. W’afenaa deɛ, berɛ a me wura somaa wo mmarima no, manhu wɔn. 26 Enti me wura, sɛ́ Yehowa te ase na wo nso wote ase* yi, Yehowa na watwe wo asan+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a worenni mogya ho fɔ,+ na wo ara woantua obiara bɔne so ka.* Ma w’atamfo ne wɔn a wɔpɛ me wura bɔne no nyɛ sɛ Nabal. 27 Afei akyɛdeɛ*+ a w’afenaa de abrɛ me wura yi, fa ma mmeranteɛ a wɔne me wura nam no.+ 28 Mesrɛ wo, fa w’afenaa bɔne kyɛ no, na Yehowa bɛkyekyere fie ama me wura daa,+ ɛfiri sɛ me wura reko ma Yehowa,+ na wo nkwa nna nyinaa, wonyɛɛ bɔne biara.+ 29 Sɛ obi tu n’ani si wo so sɛ ɔbɛku wo* a, Yehowa wo Nyankopɔn bɛkyekyere me wura nkwa* wɔ nkwa kotokuo mu de asie ne nkyɛn; nanso w’atamfo nkwa* deɛ, ɔbɛto atwene te sɛ aboɔ a wɔto firi ataaboɔ* mu. 30 Nneɛma pa a Yehowa aka sɛ ɔbɛyɛ ama me wura no, sɛ ɔyɛ ne nyinaa na sɛ ɔyi wo sɛ Israel kannifoɔ a,+ 31 ɛsiane sɛ me wura anhwie mogya angu kwa, na wo ara woantua obiara bɔne so ka* nti, worennu wo ho na w’ahonim* remmu wo fɔ.*+ Sɛ Yehowa dom me wura a, ɛyɛ a kae w’afenaa.”

32 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abigail sɛ: “Ayeyie nka Yehowa, Israel Nyankopɔn a ɔsomaa wo bɛhyiaa me nnɛ yi! 33 Nhyira nka nyansa a woada no adi! Nhyira nka wo sɛ woamma manni mogya ho fɔ+ na me ara mantua obiara bɔne so ka.* 34 Ɛfiri sɛ sɛ́ Yehowa, Israel Nyankopɔn a wamma manyɛ wo bɔne+ no te ase yi, sɛ woanyɛ ntɛm ammɛhyia me a,+ anka ɛbɛduru anɔpa no, na mennyaa ɔbarima* baako mpo wɔ Nabal fie.”+ 35 Ɛnna Dawid gyee nneɛma a ɔde brɛɛ no no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ wo fie. Hwɛ, matie wo, enti mɛyɛ w’abisadeɛ no.”

36 Akyire yi, Abigail baa Nabal nkyɛn, na ɔbɛtoo sɛ wato pono wɔ fie redidi nom te sɛ ɔhene. Ná Nabal* ani agye na waboro sram. Ɔbaa no anka asɛm biara ankyerɛ ne kunu kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ. 37 Adeɛ kyee anɔpa a nsã no tetee Nabal ani so no, ne yere kaa deɛ ɛsiiɛ no kyerɛɛ no. N’akoma yɛɛ sɛ obi a wawu, na na ɔda hɔ a ɔnkeka ne ho te sɛ boɔ. 38 Bɛyɛ dadu akyi no, Yehowa maa Nabal wuiɛ.

39 Berɛ a Dawid tee sɛ Nabal awu no, ɔkaa sɛ: “Ayeyie nka Yehowa sɛ wadi m’asɛm ama me+ na wayi animguaseɛ a Nabal de baa me so no+ afiri hɔ na wamma n’akoa anyɛ bɔne.+ Yehowa ama Nabal bɔne adane agu ne tiri so!” Ɛnna Dawid somaa sɛ wɔnkɔka nkyerɛ Abigail sɛ ɔbɛware no. 40 Enti Dawid nkoa no kɔɔ Abigail nkyɛn wɔ Karmel, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dawid asoma yɛn wo nkyɛn sɛ yɛmmɛka nkyerɛ wo sɛ ɔbɛware wo.” 41 Ɛhɔ ara na ɔsɔre bɔɔ ne mu ase, na ɔde n’anim butuu fam kaa sɛ: “W’afenaa nie, na mɛyɛ abaawa ahohoro me wura nkoa nan ho.”+ 42 Ɛnna Abigail+ yɛɛ ntɛm sɔreeɛ, na ɔtenaa afunumu so, na ne mmaawa nnum dii n’akyi. Ɔsiim ne Dawid abɔfoɔ no kɔeɛ, na ɔbɛyɛɛ ne yere.

43 Ná Dawid aware Ahinoam+ a ɔfiri Yesreel+ nso, enti mmaa mmienu no nyinaa bɛyɛɛ ne yerenom.+

44 Saa berɛ no, na Saul de ne babaa Mikal+ a ɔyɛ Dawid yere no ama Lais ba Palti+ a ɔfiri Galim no ama no aware no.

26 Akyire yi, Sif+ mmarima baa Saul nkyɛn wɔ Gibea+ bɛkaa sɛ: “Dawid abɛhinta wɔ Hakila bepɔ a ɛne Yesimon* di nhwɛanimu no so.”+ 2 Ɛnna Saul ne Israel asraafoɔ 3,000 a wɔayi wɔn siim kɔɔ Sif serɛ so. Wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid wɔ Sif serɛ so.+ 3 Saul soɛɛ kwankyɛn wɔ Hakila bepɔ a ɛne Yesimon di nhwɛanimu no so. Saa berɛ no, na Dawid te serɛ no so, na ɔtee sɛ Saul aba serɛ no so rebɛhwehwɛ no. 4 Enti Dawid somaa nkurɔfoɔ sɛ wɔnyɛ kodɛɛ nkɔhwɛ sɛ Saul aba hɔ ampa anaa. 5 Akyire yi, Dawid kɔɔ baabi a Saul akɔsoɛ no. Ná Saul ne Ner ba Abner+ a ɔyɛ ne sahene no ada, na Dawid kɔhuu baabi a wɔda; baabi a na Saul da no, na n’asraafoɔ no atwa ne ho ahyia. 6 Ɛnna Dawid bisaa Hitini+ Ahimelek ne Seruia+ ba Abisai+ a ɔyɛ Yoab nua no sɛ: “Hwan na ɔne me bɛkɔ Saul nkyɛn wɔ asoɛeɛ hɔ?” Abisai kaa sɛ: “Me ne wo bɛkɔ.” 7 Enti Dawid ne Abisai kɔɔ asraafoɔ no mu anadwo, na wɔkɔtoo sɛ Saul ada wɔ asoɛeɛ hɔ, na ne pea si fam wɔ n’atifi. Ná Abner ne asraafoɔ a wɔatwa ne ho ahyia no nyinaa adeda.

8 Ɛnna Abisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Onyankopɔn de wo tamfo ahyɛ wo nsa nnɛ.+ Enti mesrɛ wo, ma memfa pea nwɔ no baako pɛ nsi fam, meremfa nwɔ no mprenu.” 9 Nanso Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: “Nyɛ no bɔne. Hwan na ɔbɛtumi de ne nsa aka deɛ Yehowa asra no+ afa ne ho adi?”+ 10 Dawid toaa so kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, Yehowa ankasa bɛku no;+ anyɛ saa nso a, ne berɛ bɛso+ ama no awu, anaa ɔbɛkɔ ɛko ama wɔaku no.+ 11 Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ Yehowa anim atene me nsa ayɛ deɛ Yehowa asra no bɔne!+ Enti mesrɛ wo, fa pea a ɛwɔ n’atifi no ne nsuo toa no ma yɛnkɔ.” 12 Ɛnna Dawid faa pea ne nsuo toa no firii Saul atifi, na wɔsii kwan so kɔeɛ. Obiara anhu wɔn,+ na obiara nso ante wɔn nka, na obiara annyane ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa adeda; Yehowa na ɔmaa wɔdaa hatee. 13 Afei Dawid twaam kɔɔ ɔfã nohoa kɔgyinaa akyirikyiri wɔ bepɔ no so; ná ɔne wɔn ntam twe.

14 Ɛnna Dawid teaam frɛɛ asraafoɔ no ne Ner ba Abner+ sɛ: “Abner, enti merefrɛ yi wonte?” Abner buaa sɛ: “Ɛyɛ wo hwan na worefrɛ ɔhene yi?” 15 Dawid ka kyerɛɛ Abner sɛ: “Wonyɛ ɔbarima anaa? Hwan na ɔte sɛ wo wɔ Israel? Ɛnneɛ adɛn na woantumi anwɛn wo wura ɔhene? Asraafoɔ no mu baako baa hɔ sɛ anka ɔrebɛku wo wura ɔhene.+ 16 Moanyɛ adeɛ koraa. Sɛ́ Yehowa te ase yi, mofata owuo, ɛfiri sɛ moantumi anwɛn mo wura a Yehowa asra no no.+ Afei monto mo ani nhwɛ! Ɔhene pea ne ne nsuo toa+ a na ɛsi n’atifi no, ɛhe na ɛwɔ?”

17 Ɛnna Saul huu sɛ ɛyɛ Dawid nne, na ɔbisaa sɛ: “Me ba Dawid, wo nne na mete yi anaa?”+ Dawid buaa sɛ: “Me wura ɔhene, me nne na wote yi.” 18 Ɔtoaa so kaa sɛ: “Adɛn nti na me wura retaataa n’akoa yi?+ Ɛdeɛn na mayɛ, na me bɔne ne sɛn?+ 19 Enti afei, mesrɛ wo, me wura ɔhene, tie w’akoa asɛm a mereka yi: Sɛ Yehowa na ɔrepiapia wo tia me a, ma no nnye* me nsam aduane afɔreɛ. Na sɛ ɛyɛ nnipa nso na wɔrepiapia wo a,+ ɛnneɛ wɔadome wɔn wɔ Yehowa anim, ɛfiri sɛ nnɛ wɔapamo me sɛ wɔremma mennya kyɛfa biara wɔ Yehowa agyapadeɛ mu,+ na wɔse, ‘Kɔ, kɔsom anyame foforɔ!’ 20 Na afei mma me mogya nnhwie nngu baabi a ɛnyɛ Yehowa anim, ɛfiri sɛ sommorɔ baako pɛ+ na Israel hene afiri adi rehwehwɛ me sɛdeɛ ɔrepamo akokɔhwedeɛ wɔ mmepɔ so.”

21 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Mayɛ bɔne.+ Me ba Dawid, san bra na merenyɛ wo bɔne bio, ɛfiri sɛ woama me nkwa* asom bo ama wo+ nnɛ. Hwɛ! madi nkwaseasɛm, na madi mfomsoɔ kɛseɛ.” 22 Dawid kaa sɛ: “Ɔhene pea no nie, ma mmeranteɛ no baako mmra mmɛgye. 23 Yehowa na ɔbɛtua obiara ka sɛdeɛ onii no tenenee ne ne nokorɛdie teɛ,+ ɛfiri sɛ ɛnnɛ Yehowa de wo hyɛɛ me nsa, nanso mamfa me nsa anka deɛ Yehowa asra no.+ 24 Hwɛ! Sɛdeɛ ɛnnɛ wo nkwa* asom bo wɔ m’ani so no, saa ara na ma me nkwa* nsom bo wɔ Yehowa ani so, na ɔnnye me mfiri ahohia nyinaa mu.”+ 25 Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Nhyira nka wo, me ba Dawid. Deɛ ɛteɛ biara wobɛyɛ nnwuma akɛseɛ, na ɛkwan biara so wobɛdi nkonim.”+ Ɛnna Dawid siim kɔɔ ne kwan, na Saul nso san kɔɔ baabi a ɔfiri baeɛ.+

27 Nanso Dawid kaa no n’akomam sɛ: “Anhwɛ a da koro Saul bɛku me. Deɛ ɛsɛ sɛ meyɛ ara ne sɛ mɛdwane akɔ Filistifoɔ asaase so.+ Ɛba saa a, Saul bɛhwehwɛ me wɔ Israel asaase so nyinaa,+ na sɛ wanhu me a, ɔbɛgyae na mafa me ho adi.” 2 Enti Dawid ne mmarima 600+ a wɔka ne ho no kɔɔ Gat hene Akis+ a ɔyɛ Maok ba no hɔ. 3 Dawid ne ne mmarima no, obiara ne ne fiefoɔ tenaa Akis nkyɛn wɔ Gat. Ná Dawid yerenom mmienu no ka ne ho; wɔn ne Yesreelni Ahinoam+ ne Karmelni Abigail+ a berɛ bi na ɔware Nabal no. 4 Berɛ a wɔbɛka kyerɛɛ Saul sɛ Dawid adwane kɔ Gat no, wanhwehwɛ no bio.+

5 Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: “Sɛ manya w’anim adom a, ma wɔmma me nkuro a ɛwɔ akuraase no baako na mentena hɔ. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ w’akoa ne wo tena ahenkuro mu?” 6 Enti Akis de Siklag+ maa no saa da no. Ɛno nti na Siklag abɛyɛ Yuda ahemfo kuro de abɛsi nnɛ no.

7 Berɛ* a Dawid de tenaa Filistifoɔ akuraase no yɛ afe ne abosome nnan.+ 8 Saa berɛ no, na Dawid ne ne mmarima no tumi kɔto hyɛ Gesurfoɔ,+ Gersifoɔ, ne Amalekfoɔ+ so; wɔn na na wɔtete asaase no so firi Telam kɔpem Sur+ de kɔsi Egypt asaase so. 9 Berɛ biara a Dawid bɛto ahyɛ asaase no so no, ɔnkora ɔbarima anaa ɔbaa biara nkwa so;+ ɔfa anantwie, nnwan, mfunumu, yoma, ne ntaadeɛ, na wasan kɔ Akis nkyɛn. 10 Ɛyɛ a Akis bisa no sɛ: “Nkuro bɛn na mokɔto hyɛɛ so nnɛ?” Ɛba saa a, Dawid nso ka kyerɛ no sɛ: “Yɛkɔɔ Yuda anaafoɔ”*+ anaa “Yerameelfoɔ+ anaafoɔ” anaa “Kenifoɔ+ anaafoɔ.” 11 Ɔbarima oo, ɔbaa oo, Dawid ankora obiara nkwa so amfa no amma Gat, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: “Anyɛ saa a wɔbɛkɔ akɔka deɛ yɛayɛ sɛ, ‘Sei na Dawid ayɛ.’” (Berɛ a ɔde tenaa Filistifoɔ akuraa no ase nyinaa, saa ara na ɔyɛeɛ.) 12 Enti Akis gyee Dawid diiɛ, na ɔkaa no ne tirim sɛ: “Ampa ara ne ho abɔn ne man Israel, na ɔbɛyɛ m’akoa daa.”

28 Saa berɛ no, Filistifoɔ boaboaa wɔn asraafoɔdɔm ano sɛ wɔne Israel rekɔko.+ Enti Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wonim paa sɛ wo ne wo mmarima no nyinaa, ɛsɛ sɛ mobɛka me ho wɔ ɛko no mu.”+ 2 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: “Wo ara wonim deɛ w’akoa bɛyɛ.” Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ɛno nti me nso mɛyɛ wo m’awɛmfoɔ so panin.”*+

3 Ná Samuel awu ama Israel nyinaa asu no, na na wɔasie no wɔ ne kurom Rama.+ Ná Saul nso atu akɔmfoɔ ne asumanfoɔ ase afiri asaase no so.+

4 Filistifoɔ no boaboaa wɔn ho ano, na wɔkɔsoɛɛ Sunem.+ Enti Saul nso boaboaa Israel nyinaa ano, na wɔkɔsoɛɛ Gilboa.+ 5 Berɛ a Saul huu Filistifoɔ dɔm no, ehu kaa no na n’akoma tuu papaapa.+ 6 Saul bisaa Yehowa anom asɛm,+ nanso Yehowa amfa daeɛ, Urim,*+ anaa adiyifoɔ so amma no mmuaeɛ. 7 Afei Saul ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: “Monkɔhwehwɛ kɔmfoɔ baa bi mma me,+ na menkɔ ne hɔ abisa.” Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, kɔmfoɔ baa bi wɔ En-Dor.”+

8 Enti Saul sakraa ne ho hyɛɛ ntaade foforɔ, na ɔne ne mmarima no mmienu siim kɔɔ ɔbaa no nkyɛn anadwo. Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, yɛ nyankomade+ ma onipa a mɛbɔ ne din akyerɛ wo no mmra.” 9 Nanso ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wonim sɛ Saul atu akɔmfoɔ ne asumanfoɔ ase afiri asaase yi so.+ Enti adɛn na worebɛsum me fidie* ama wɔaku me?”+ 10 Ɛnna Saul kaa no ntam wɔ Yehowa din mu sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, obiara remmu wo fɔ wɔ asɛm yi mu!” 11 Afei ɔbaa no bisaa sɛ: “Hwan na wopɛ sɛ mema no ba?” Na ɔkaa sɛ: “Ma Samuel mmra.” 12 Berɛ a ɔbaa no huu “Samuel”*+ no, ɔfirii aseɛ teateaam, na ɔbisaa Saul sɛ: “Wone Saul na woadaadaa me yi?” 13 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro. Ɛdeɛn na woahunu?” Na ɔka kyerɛɛ Saul sɛ: “Mehu obi a ɔte sɛ onyame sɛ ɔfiri asaase ase reba.” 14 Ɛhɔ ara na ɔbisaa ɔbaa no sɛ: “Ɔte sɛn?” Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛyɛ akɔkoraa bi a ɔhyɛ ataadeɛ nsasini.”+ Ɛnna Saul huu sɛ ɛyɛ “Samuel,” na ɔbɔɔ ne mu ase koto de n’anim butuu fam.

15 Na “Samuel” bisaa Saul sɛ: “Adɛn na woama wɔafrɛ me rebɛgyegye me?” Ɛnna Saul kaa sɛ: “Me ho akyere me paa. Filistifoɔ ne me reko, na Onyankopɔn nso apo me na ɔmmua me bio; ɔmfa adiyifoɔ anaa daeɛ so nkasa nkyerɛ me.+ Ɛno nti na meresrɛ wo sɛ kyerɛ me deɛ menyɛ no.”+

16 Ɛnna “Samuel” kaa sɛ: “Sɛ Yehowa apo wo ama woabɛyɛ ne tamfo+ a, ɛnneɛ worehwehwɛ m’akyiri akwan ayɛ dɛn? 17 Deɛ Yehowa nam me so kaeɛ no, ɔbɛma no aba mu; Yehowa bɛhwim ahennie no afiri wo nsam na ɔde ama wo yɔnko Dawid.+ 18 Woantie Yehowa nne, na n’abufuo a ɛtia Amalek no nso, woanyɛ ho adwuma;+ ɛno nti na nnɛ Yehowa reyɛ wo saa yi. 19 Wo ne Israelfoɔ nso, Yehowa de mo bɛhyɛ Filistifoɔ nsa,+ na ɔkyena, wo+ ne wo mma+ bɛba abɛka me ho. Israel asraafoɔ nso, Yehowa de wɔn bɛhyɛ Filistifoɔ nsa.”+

20 Ɛhɔ ara na “Samuel” asɛm no nti, Saul twa hwee fam, na ɔsuroo papaapa. Afei nso, na ahoɔden bi nni ne mu, ɛfiri sɛ da mu no nyinaa ne anadwo mu no nyinaa na ɔnnidiiɛ. 21 Berɛ a ɔbaa no baa Saul nkyɛn bɛhuu sɛ asɛm no aha no paa no, ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, w’afenaa atie wo nne, na mede me nkwa* ato me nsam+ ayɛ deɛ wokaeɛ no. 22 Enti afei mesrɛ wo, tie w’afenaa nne na ma memfa paanoo kakra mmɛsi w’anim na di, na woanya ahoɔden de akɔ wo kwan.” 23 Nanso wampene, na ɔkaa sɛ: “Merennidi.” Na ne nkoa ne ɔbaa no srɛɛ no ara. Afei ɔtiee wɔn, na ɔsɔre firii fam tenaa mpa so. 24 Ná ɔbaa no wɔ nantwie ba kɛseɛ bi wɔ fie hɔ. Enti ɔyɛɛ ntɛm kum no,* na ɔfaa esiam fete de tõõ paanoo a mmɔka* nnim. 25 Ɔde maa Saul ne ne nkoa no na wɔdiiɛ. Ɛnna wɔsɔreeɛ, na anadwo no wɔsiim kɔe.+

29 Filistifoɔ+ no boaboaa wɔn asraafoɔdɔm nyinaa ano wɔ Afek, na Israelfoɔ nso bɛsoɛɛ nsuo aniwa a ɛwɔ Yesreel+ no ho. 2 Filistifoɔ ahemfo no hyehyɛɛ wɔn asraafoɔ no ɔhaha ne apem apem, na Dawid nso ne ne mmarima ne Akis+ dii akyire baeɛ. 3 Ɛnna Filistifoɔ akunini no bisaa sɛ: “Na Hebrifoɔ yi reyɛ dɛn wɔ ha?” Na Akis ka kyerɛɛ Filistifoɔ akunini no sɛ: “Israel hene Saul akoa Dawid nie; ɔne me atena ha afe ne kakra.+ Ɛfiri da a ɔbɛdii m’afã de bɛsi nnɛ, menhunuu adebɔne biara wɔ ne ho.” 4 Nanso Filistifoɔ akunini no bo fuu no, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma ɔbarima no nsan nkɔ.+ Ma no nsan nkɔ faako a wode ama no no. Mma ɔne yɛn nnkɔ ɛko no na wantwa ne ho ne yɛn anko.+ Ɛnyɛ yɛn mmarima no ti na ɔde bɛpɛ ne wura anim animuonyam anaa? 5 Ɛnyɛ Dawid yi na wɔde nnwom ne asa bɔ gyee ne so sɛ,

‘Saul akum apem,

Na Dawid akum mpem du’ no?”+

6 Ɛnna Akis+ frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, woyɛ onipa pa, na m’ani gye ho sɛ anka wo ne m’asraafoɔ no bɛbom akɔ ɛko,+ ɛfiri sɛ ɛfiri da a wobaa ha de bɛsi nnɛ, menhunuu adebɔne biara wɔ wo ho.+ Nanso ahemfo no nnye wo nni.+ 7 Enti, san fa asomdwoeɛ kɔ, na nyɛ biribiara a ɛbɛha Filistifoɔ ahemfo no.” 8 Ɛnna Dawid bisaa Akis sɛ: “Adɛn, mayɛ dɛn? Bɔne bɛn na woahu no w’akoa ho firi da a mebaa wo nkyɛn bɛsi nnɛ? Adɛn nti na woremma me ne wo nkɔ na me ne me wura ɔhene atamfo nkɔko?” 9 Akis buaa Dawid sɛ: “Mehu wo sɛ woyɛ onipa pa te sɛ Onyankopɔn bɔfoɔ.+ Nanso deɛ Filistifoɔ akunini no aka ne sɛ, ‘Mma no ne yɛn nnkɔ ɛko no.’ 10 Enti sɔre anɔpa paa, na wo ne wo wura nkoa a wo ne wɔn baeɛ no nkɔ; monsɔre ntɛm, na sɛ anim tete pɛ a, monkɔ.”

11 Ɛnna Dawid ne ne mmarima no sɔree ntɛm anɔpa san kɔɔ Filistifoɔ asaase so, na Filistifoɔ no deɛ, wɔkɔɔ Yesreel.+

30 Ne nnansa so a Dawid ne ne mmarima no bɛduruu Siklag+ no, na Amalekfoɔ+ abɛto ahyɛ anaafoɔ famfoɔ* ne Siklag so, na wɔasɛe Siklag de egya ahye kuro no. 2 Wɔbaeɛ no, na wɔakye mmaa+ no ne nnipa a aka wɔ hɔ nyinaa kɔ, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so. Wɔanku obiara, na mmom wɔtwee wɔn sii kwan so de wɔn kɔeɛ. 3 Berɛ a Dawid ne ne mmarima no bɛduruiɛ no, na wɔde egya ahye kuro no, na wɔn yerenom ne wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa nso, na wɔakye wɔn kɔ. 4 Ɛnna Dawid ne mmarima a wɔka ne ho no maa wɔn nne so sui ara maa esũ no mee wɔn. 5 Dawid yerenom mmienu no, Yesreelni Ahinoam ne Abigail a berɛ bi na ɔware Karmelni Nabal no nso, na wɔakye wɔn kɔ.+ 6 Dawid ho yeraa no paa, ɛfiri sɛ na mmarima no rekeka sɛ wɔbɛsi no aboɔ. Deɛ enti a ɛbaa saa ne sɛ, na wɔabɛfa wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa kɔ ama mmarima no nyinaa* bo afu. Nanso Dawid de ne ho too Yehowa, ne Nyankopɔn so, na ɔnyaa ahoɔden.+

7 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Ahimelek ba ɔsɔfoɔ Abiatar+ sɛ: “Mesrɛ wo, fa efɔd* no bra ha.”+ Na Abiatar de efɔd no baa Dawid nkyɛn. 8 Dawid bisaa Yehowa sɛ:+ “Menti nnipabɔnefoɔ dɔm yi anaa? Mekɔ a, mɛto wɔn?” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ti wɔn, na sɛdeɛ ɛte biara wobɛto wɔn, na deɛ wɔde kɔeɛ nso, wo nsa bɛka.”+

9 Ɛhɔ ara na Dawid sii kwan so, ɔne mmarima 600+ a wɔka ne ho no, na wɔkɔe ara kɔduruu Besor Subɔn no ho, na mmarima no bi kaa hɔ. 10 Dawid ne mmarima 400 toaa so tii wɔn, na mmarima 200 a ɔbrɛ nti wɔantumi antwa Besor Subɔn no gyinaeɛ.+

11 Wɔhuu Egyptni barima bi wɔ wuram hɔ, enti wɔde no kɔmaa Dawid. Wɔmaa no aduane diiɛ, na wɔmaa no nsuo nomeeɛ. 12 Wɔsan maa no borɔdɔma keeki ne bobe keeki mmienu maa no diiɛ, na ɔsan nyaa ahoɔden.* Ná ɔnnidiiɛ, na na ɔnnom nsuo nnansa, awia ne anadwo. 13 Ɛnna Dawid bisaa no sɛ: “Hwan akoa ne wo, na ɛhe na wofiri?” Na ɔbuaa sɛ: “Meyɛ ɔsomfoɔ a mefiri Egypt, na Amalekni bi akoa ne me, nanso nnansa ne nnɛ meyareeɛ, enti na me wura agya me wɔ ha yi. 14 Yɛkɔɔ Keretifoɔ+ anaafoɔ fam* ne Yuda asaase ne Kaleb+ anaafoɔ fam* nkuro so kɔto hyɛɛ wɔn so, na yɛde egya hyee Siklag.” 15 Ɛnna Dawid bisaa no sɛ: “Wobɛdi m’anim de me akɔ nnipabɔnefoɔ dɔm no nkyɛn anaa?” Na ɔkaa sɛ: “Sɛ woka me ntam Onyankopɔn din mu sɛ worenku me, na worenyi me nhyɛ me wura nsa a, ɛnneɛ mɛdi w’anim akɔ nnipabɔnefoɔ dɔm no nkyɛn.”

16 Ɛnna ɔdii n’anim kɔɔ baabi a nkurɔfoɔ no wɔ no, na wɔkɔtoo sɛ wɔsensam fam redidi nom na wɔregye wɔn ani ɛsiane nneɛma pii a wɔako afa* wɔ Filistifoɔ ne Yudafoɔ asaase so no nti. 17 Ɛnna Dawid kunkum wɔn firi ahomakye kɔsii anwummerɛ; wɔn mu baako mpo anka,+ gye mmarima 400 na wɔtenatenaa yoma so dwaneeɛ. 18 Deɛ Amalekfoɔ no faeɛ nyinaa, Dawid gyeeɛ;+ Dawid gyee ne yerenom mmienu no nso. 19 Wɔn nsa kaa wɔn biribiara, ɛfiri kumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa ne asadeɛ* no ne nneɛma a wɔfaeɛ no nyinaa.+ Dawid gyee biribiara. 20 Enti Dawid faa nkurɔfoɔ no nnwan ne wɔn anantwie nyinaa, na ne mmarima no de wɔn dii wɔn ankasa nyɛmmoa no anim baeɛ. Wɔkaa sɛ: “Dawid asadeɛ nie.”

21 Ɛnna Dawid bɛduruu mmarima 200 a ɔbrɛ nti wɔantumi ne Dawid ankɔ a wɔkaa Besor Subɔn ho+ no nkyɛn, na wɔfirii adi sɛ wɔrebɛhyia Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no. Berɛ a Dawid bɛduruu wɔn nkyɛn no, ɔbisaa wɔn sɛdeɛ wɔn ho teɛ. 22 Nanso mmarima a wɔne Dawid kɔeɛ no, nnipabɔnefoɔ ne ahuhufoɔ a wɔwɔ wɔn mu no kaa sɛ: “Wɔankɔ bi, enti asadeɛ a yɛde aba no, yɛremma wɔn bi. Wɔn yerenom ne wɔn mma nko ara na yɛde wɔn bɛma wɔn akɔ.” 23 Ɛnna Dawid kaa sɛ: “Me nuanom, monnyɛ saa, ɛfiri sɛ Yehowa na wama yɛn nsa aka nneɛma yi, na ɔno na wabɔ yɛn ho ban de nnipabɔnefoɔ dɔm a wɔbaa yɛn so no ahyɛ yɛn nsa.+ 24 Hwan na ɔne mo bɛyɛ adwene wɔ asɛm yi ho? Wɔn a wɔkɔɔ ɛsa no bi ne wɔn a wɔtenaa nneɛma ho no nyinaa bɛkyɛ no pɛ.+ Obiara bɛnya bi.”+ 25 Ɛfiri saa da no, ɔmaa no bɛyɛɛ ahyɛdeɛ ne mmara wɔ Israel de bɛsi nnɛ.

26 Berɛ a Dawid bɛduruu Siklag no, ɔde asadeɛ no bi kɔmaa Yuda mpanimfoɔ a wɔyɛ ne nnamfo no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Akyɛdeɛ* a mede rebrɛ mo nie. Yɛnya firii Yehowa atamfo mu.” 27 Ɔde bi kɔmaa wɔn a wɔwɔ Betel,+ ne wɔn a wɔwɔ Ramot a ɛwɔ Negeb,* ne wɔn a wɔwɔ Yatir,+ 28 ne wɔn a wɔwɔ Aroer, ne wɔn a wɔwɔ Sifmot, ne wɔn a wɔwɔ Estemoa,+ 29 ne wɔn a wɔwɔ Rakal, ne wɔn a wɔwɔ Yerameelfoɔ+ nkuro mu, ne wɔn a wɔwɔ Kenifoɔ+ nkuro mu, 30 ne wɔn a wɔwɔ Horma,+ ne wɔn a wɔwɔ Borasan, ne wɔn a wɔwɔ Atak, 31 ne wɔn a wɔwɔ Hebron,+ ne wɔn a wɔwɔ mmeaeɛ a Dawid ne ne mmarima no dii hɔ akɔneaba no nyinaa.

31 Ná Filistifoɔ ne Israelfoɔ reko,+ na Israel mmarima dwane firii Filistifoɔ no anim, na wɔn mu bebree wuwuu wɔ Gilboa+ Bepɔ so. 2 Filistifoɔ no tuu wɔn ani sii Saul ne ne mma so,* na Filistifoɔ no kum Yonatan,+ Abinadab, ne Malki-Sua a wɔyɛ Saul mma.+ 3 Ɛko no mu yɛɛ den maa Saul, na ɛduruu baabi no, agyantofoɔ no huu no, na wɔtoo agyan wɔɔ no piraa no paa.+ 4 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne somfoɔ a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: “Twe wo sekan fa ku me na momonotofoɔ*+ yi ammɛwɔ me sekan anyɛ me aninyanneɛ.”* Nanso ne somfoɔ no ampɛ sɛ ɔyɛ saa, ɛfiri sɛ na ehu aka no paa. Enti Saul faa sekan no na ɔgyaa ne ho kɔwɔɔ so.+ 5 Berɛ a ne somfoɔ no huu sɛ Saul awu no,+ ɔno nso gyaa ne ho wɔɔ ne sekan so wuiɛ. 6 Enti saa da no, Saul, ne mma mmarima mmiɛnsa, deɛ ɔkura n’akodeɛ, ne mmarima a wɔka ne ho nyinaa wuwuiɛ.+ 7 Berɛ a Israelfoɔ a wɔwɔ asaasetraa no so* ne Yordan mpɔtamu hɔ huu sɛ Israel mmarima adwane, na Saul ne ne mma nso awuwu no, wɔdwane firii wɔn nkuro no mu;+ ɛnna Filistifoɔ no bɛtenatenaa hɔ.

8 Adeɛ kyeeɛ no, Filistifoɔ no baa sɛ wɔrebɛyiyi awufoɔ no ho nneɛma, na wɔkɔpuee Saul ne ne mma mmiɛnsa no so sɛ wɔawuwu gu Gilboa Bepɔ so.+ 9 Ɛnna wɔtwaa ne ti yiyii n’akotaadeɛ,* na wɔsoma kɔɔ Filistifoɔ asaase so baabiara kɔbɔɔ amanneɛ+ wɔ wɔn abosomfie*+ ne ɔmanfoɔ no mu. 10 Afei wɔde n’akotaadeɛ no kɔguu Astoret ahoni fie, na wɔde ne funu kɔsɛn Bet-San+ ɔfasuo ho. 11 Berɛ a nnipa a wɔwɔ Yebes-Gilead+ nyinaa tee deɛ Filistifoɔ de ayɛ Saul no, 12 akofoɔ no nyinaa sɔre nantee anadwo no nyinaa kɔɔ hɔ, na wɔkɔyii Saul funu ne ne mma no nso afunu firii Bet-San ɔfasuo no ho, na wɔde wɔn baa Yebes bɛhyee wɔ hɔ. 13 Na wɔfaa wɔn nnompe+ kɔsiee wɔ tamarisk dua a ɛwɔ Yebes+ no ase, na wɔyɛɛ akɔnkyene* nnanson.

Anaa “ɔbarima bi a ɔyɛ Sufni wɔ Rama.”

Anaa “kɔkoto.”

Nt., “ato ne yafunu mu.”

Kyerɛ sɛ, ɔsom ntomadan no.

Anaa “kra werɛ aho.”

Anaa “ɔbaa a me honhom abotoɔ.”

Anaa “merehwie me kra.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Berɛ a ɛfata mu no.”

Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Din.”

Nt., “ɛyɛ wɔ w’ani so.”

Efa yɛ lita 22 (bɛyɛ olonka 7 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “Sɛ́ wo kra te ase.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Elkana ho.

Anaa “m’ahoɔden.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “paanoo.”

Nt., “bɛtwintwam.”

Anaa “ɔma nkwa.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma adamena. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bɔɔla.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Wɔn a wɔne Yehowa di asie no, ehu bɛka wɔn.”

Anaa “n’ahoɔden.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wo kra pɛ.”

Ɛbɛtumi aba sɛ ɛyɛ Eli mma mmienu no, nanso ɛbɛyɛ sɛ ɛfa asomfoɔ no nso ho.

Ɛyɛ ataadeɛ bi a na asɔfoɔ hyɛ gu wɔn ntaadeɛ so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔmma afɔrebɔ wisie mforo nkɔ soro.”

Nt., “Israel mma.”

Nt., “motiatia so.”

Nt., “basa.”

Anaa “ɔbɛma wo kra aboto.”

Anaa “Deɛ ɛwɔ m’akomam ne deɛ ɛwɔ me kra mu na ɔbɛyɛ.”

Kyerɛ sɛ, ɔsom ntomadan no.

Nt., “ɔmaa no tɔɔ fam.”

Nt., “Adɛn nti na Yehowa adi yɛn so nkonim yi?”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “kerubim ntam.”

Anaa “asraafoɔ a wɔnam fam.”

Anaa “wamfa n’akoma ankɔ so.”

Ɛkyerɛ, “Animuonyam No Wɔ He?”

Anaa “abosomfie.”

Nt., “aka Dagon nko ara.”

Anaa “ɛbɔn no mu.”

Nt., “mmarima 70, mmarima 50,000.”

Anaa “dii awerɛhoɔ hwehwɛɛ.”

Anaa “wɔdii mmuada.”

Ɛkyerɛ, “Ɔboafoɔ Boɔ.”

Anaa “braeb.”

Nt., “ɛyɛɛ Samuel ani so bɔne.”

Anaa “ayɛ.”

Anaa “bobeturo.”

Nt., “Ɛfiri ne mmati rekɔ no, na ɔware.”

Nt., “mfunumu abedeɛ.”

Dwetɛbena baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “yii Samuel asotire.”

Nt., “deɛ ɛwɔ w’akomam nyinaa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wɔde ayɛ akasabebuo sɛ.”

Anaa “mmusua mmusua.”

Nt., “kanyan wɔn akoma.”

Nt., “Na ɔyɛɛ sɛ mum.”

Anaa “nhyehyɛeɛ.”

Nt., “yɛɛ sɛ onipa baako.”

Kyerɛ sɛ, bɛyɛ anadwo nnɔn 2 kɔsi anɔpa nnɔn 6.

Nt., “matie mo.”

Anaa “braeb.”

Nt., “moanhunu hwee wɔ me nsam.”

Anaa “adehunu.”

Anaa “adehunu.”

Mfeɛ dodoɔ no ampue wɔ tete Hebri nsaano ntwerɛeɛ no mu.

Anaa “hyɛeɛ.”

Anaa “menhwehwɛɛ Yehowa anim adom.”

Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dadeɛ bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sɔsɔ.

Pim yɛ tete sika bi a emu duro bɛyɛ gram 8.

Anaa “pomegranate.”

Ɛyɛ ataadeɛ bi a na asɔfoɔ hyɛ gu wɔn ntaadeɛ so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wɔn a wɔntwaa wɔn dua.”

Anaa “asaase a anantwie mmienu bɛtumi de da koro afuntum no fã no.”

Nt., “Saa da no.”

Nt., “Yi wo nsa.”

Nt., “ɔbɛdi paanoo.”

Nt., “asaase.”

Nt., “n’ani so daa hɔ.”

Anaa “mmusuo.”

Nt., “m’ani so ada hɔ.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “nkwagyeɛ.”

Nt., “gyee Yonatan nkwa.”

Anaa “nhu wɔn mmɔbɔ.”

Anaa “asraafoɔ a wɔnam fam.”

Anaa “huu wɔn mmɔbɔ.”

Anaa “Me werɛ aho.”

Anaa “huu nnwan ne anantwie a ɛyɛ no mmɔbɔ.”

Anaa “nkonyaa.”

Nt., “terafim ahoni,” kyerɛ sɛ, abusua abosom; ahoni.

Anaa “ɔrennu ne ho.”

Anaa “wanu ne ho.”

Nt., “owuo yea no atwam.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Agag de ahotɔsoɔ kɔɔ n’anim.”

Anaa “Monnwira.”

Anaa “ɔdwiraa.”

Nt., “toa a wɔde aboa nwoma ayɛ.”

Nt., “asoɛeɛ.”

Anaa “Asaasetraa so.”

Ne tenten bɛyɛ mita 2.9 (anm. 9 ne ntk. 5.75). Hwɛ Nkh. B14.

Wɔde ntoma anaa aboa nwoma na ɛyɛɛ saa akotaadeɛ yi. Afei nso, na wɔde nnadeɛ atetare mu. Nnadeɛ no deda so te sɛ apataa akyi.

Bɛyɛ kilo. 57. Hwɛ Nkh. B14.

Bɛyɛ kilo. 6.84. Hwɛ Nkh. B14.

Anaa “ɛnnɛ, metwa Israel asraafoɔ mpoa.”

Bɛyɛ lita 22 (bɛyɛ olonka 7 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “nufosuo.”

Anaa “Asaasetraa so.”

Anaa “de twa Israel mpoa.”

Anaa “obi a wɔntwaa ne dua.”

Anaa “ɔretwa Onyankopɔn teasefoɔ no mpoa.”

Anaa “Mma obiara akoma ntu ɛsiane saa Filistini yi nti.”

Anaa “ɔbarima kofoni.”

Anaa “wɔn abɔdwe.” Nt., “wɔn abɔdwesɛ.”

Anaa “watwa Onyankopɔn teasefoɔ no mpoa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “woatwa no mpoa.”

Nt., “badwa.”

Ɛyɛ biribi a wɔde sekan hyɛ mu. Aboa nwoma na wɔtaa de yɛ.

Anaa “sɛ́ wo kra te ase yi.”

Anaa “Yonatan kra fam Dawid kra ho.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “bɛlt.”

Anaa “ɔde nyansa yɛɛ adeɛ.”

Anaa “te sɛ odiyifoɔ.”

Nt., “ɔdii ahyɛmfire wɔ ɔman no anim.”

Anaa “ɔde nyansa yɛɛ adeɛ.”

Anaa “mepɛ sɛ wobɛyɛ m’ase.”

Anaa “fa Filistifoɔ mmarima 100 dua ano wedeɛ bra.”

Anaa “de nyansa yɛ adeɛ.”

Anaa “Ɔde ne kra too ne nsam.”

Anaa “nyaa nkwagyeɛ.”

Anaa “woamma wo kra annwane.”

Anaa “abusua bosom; ohoni.”

Anaa “abusua bosom; ohoni.”

Anaa “ɔnhyɛ ataade papa biara.”

Anaa “ɔrehwehwɛ me kra?”

Anaa “wo kra te ase yi.”

Anaa “nammɔn pɛ na ɛda me ne owuo ntam.”

Anaa “Deɛ wo kra bɛka.”

Nt., “ɔno ara ne kra.”

Nt., “adwuma da no.”

Nt., “wo maame adagya.”

Nt., “m’aba.”

Nt., “w’aba.”

Anaa “Sɛ mmeranteɛ no ne mmaa nnae a.”

Anaa “Asaasetraa so.”

Ɛyɛ ataadeɛ bi a na asɔfoɔ hyɛ gu wɔn ntaadeɛ so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “wɔ wɔn nsam.”

Anaa “wɔn kra werɛ aho.”

Anaa “bobeturo.”

Nt., “ammirikatufoɔ.”

Ɛyɛ ataadeɛ bi a na asɔfoɔ hyɛ gu wɔn ntaadeɛ so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wo papa fiefoɔ nyinaa akra.”

Anaa “ɔrehwehwɛ wo kra.”

Anaa “rehwehwɛ me nso me kra.”

Ɛyɛ ataadeɛ bi a na asɔfoɔ hyɛ gu wɔn ntaadeɛ so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “atɔn no ahyɛ me nsa.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nsaasewuranom.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔsuro, ɛfiri sɛ na.”

Anaa “ne kra.”

Nt., “ne nsam.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “serɛ no.”

Nt., “nifa so.”

Anaa “wo kra pɛ.”

Anaa “ahonim buu no fɔ.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔbɔɔ ne mmarima no hweteeɛ.”

Anaa “ayi me kra afiri hɔ.”

Nt., “m’aba.”

Ɛyɛ kuro bi a ɛwɔ Yuda; ɛsono ɛno na ɛsono Karmel Bepɔ.

Anaa “wo ne wo fie nyinaa nnya asomdwoeɛ.”

Nt., “da pa.”

Anaa “ɔbarima huhuni.”

Seah susudeɛ baako yɛ lita 7.33 (bɛyɛ olonka 2 ne magyirin konko 2 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “obi a ɔdwonsɔ gu ban ho.” Hebri kasa mu no, ɛyɛ asɛm a wɔka de bu mmarima animtia.

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Dawid ka.”

Ɛkyerɛ, “Ogyimifoɔ; Ɔkwasea.”

Anaa “wo kra nso te ase.”

Anaa “woamfa wo nsa annye nkwa.”

Anaa “nhyira.”

Anaa “ɔrehwehwɛ wo kra.”

Anaa “kra.”

Anaa “kra.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “woamfa wo nsa annye nkwa.”

Anaa “wo tiboa.”

Anaa “rento w’akoma suntidua.”

Anaa “mamfa me nsa annye nkwa.”

Nt., “obi a ɔdwonsɔ gu ban ho.” Hebri kasa mu no, ɛyɛ asɛm a wɔka de bu mmarima animtia.

Nt., “Nabal akoma.”

Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “serɛ no.”

Nt., “nhua.”

Anaa “me kra.”

Anaa “wo kra.”

Anaa “me kra.”

Nt., “Nna dodoɔ.”

Anaa “Negeb.”

Nt., “mede wo bɛsi me ti so ɔwɛmfoɔ daa.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “me kra fidie.”

Anaa “obi a wayɛ sɛ Samuel.”

Anaa “me kra.”

Anaa “de bɔɔ afɔre.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Anaa “Negeb.”

Anaa “nkurɔfoɔ no nyinaa kra.”

Ɛyɛ ataadeɛ bi a na asɔfoɔ hyɛ gu wɔn ntaadeɛ so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “ne honhom san baa ne mu.”

Anaa “Negeb.”

Anaa “Negeb.”

Anaa “asadeɛ a wɔnyaeɛ.”

Anaa “nneɛma a wɔnyaa wɔ ɛko mu.”

Nt., “Nhyira.”

Anaa “anaafoɔ fam.”

Anaa “bɔ pinii Saul ne ne mma.”

Anaa “wɔn a wɔntwaa wɔn dua.”

Anaa “ayayadeɛ.”

Anaa “bɔn mu.”

Anaa “n’akodeɛ.”

Anaa “asɔrefie.”

Anaa “wɔdii mmuada.”

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane