Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 5
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Deuteronomium Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Yehowa ne wɔn yɛɛ apam wɔ Horeb (1-5)

      • Ɔsan bobɔɔ Mmara Nsɛm Du no so (6-22)

      • Ɔman no bɔɔ hu wɔ Sinai Bepɔ so (23-33)

Deuteronomium 5:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 19:5; Heb 9:19, 20

Deuteronomium 5:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 19:9, 18; Aso 7:38

Deuteronomium 5:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:19; Ga 3:19
  • +Ex 19:16

Deuteronomium 5:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 13:3; 20:2

Deuteronomium 5:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Nsom onyame foforɔ biara mfa mmu me animtia.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:3-6; 2Ah 17:35

Deuteronomium 5:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:1; De 4:15, 16, 23; 27:15; Aso 17:29

Deuteronomium 5:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:24; 1Ko 10:14
  • +Ex 34:14; De 4:24; Yes 42:8; Mt 4:10
  • +Ex 34:6, 7

Deuteronomium 5:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 22:28; Le 19:12
  • +Ex 20:7; Le 24:16

Deuteronomium 5:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 16:23; 20:8-10; 31:13

Deuteronomium 5:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 34:21

Deuteronomium 5:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “w’apono mu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 16:29
  • +Ne 13:15
  • +Ex 23:12
  • +De 10:17; Efe 6:9

Deuteronomium 5:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 6:6; De 4:34

Deuteronomium 5:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “awie wo yie.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 21:15; Le 19:3; De 27:16; Mme 1:8; Mr 7:10
  • +Ex 20:12; Efe 6:2, 3

Deuteronomium 5:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 9:6; Ex 20:13; Nu 35:20, 21; Mt 5:21; Ro 13:9

Deuteronomium 5:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:14; 1Ko 6:18; Heb 13:4

Deuteronomium 5:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:15; Le 19:11; Mme 30:8, 9; 1Ko 6:10; Efe 4:28

Deuteronomium 5:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “adansekurumu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:16; 23:1; Le 19:16; De 19:16-19; Mme 6:16, 19; 19:5

Deuteronomium 5:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 5:28
  • +Ex 20:17; Lu 12:15; Ro 7:7

Deuteronomium 5:22

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “kaa nsɛm.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 19:9, 18
  • +Ex 24:12; 31:18; De 4:12, 13

Deuteronomium 5:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:18; Heb 12:18, 19

Deuteronomium 5:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 24:17
  • +De 4:33, 36

Deuteronomium 5:26

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Ɔdasani.”

Deuteronomium 5:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:19; Heb 12:18, 19

Deuteronomium 5:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 18:16, 17

Deuteronomium 5:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 10:12; Hio 28:28; Mme 1:7; Mt 10:28; 1Pe 2:17
  • +Mme 4:4; 7:2; Ɔsɛ 12:13; Yes 48:18; 1Yo 5:3
  • +Dw 19:8, 11; Yak 1:25

Deuteronomium 5:32

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 6:3, 25; 8:1
  • +De 12:32; Yos 1:7, 8

Deuteronomium 5:33

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 10:12
  • +De 4:40; 12:28; Ro 10:5

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Deut. 5:2Ex 19:5; Heb 9:19, 20
Deut. 5:4Ex 19:9, 18; Aso 7:38
Deut. 5:5Ex 20:19; Ga 3:19
Deut. 5:5Ex 19:16
Deut. 5:6Ex 13:3; 20:2
Deut. 5:7Ex 20:3-6; 2Ah 17:35
Deut. 5:8Le 26:1; De 4:15, 16, 23; 27:15; Aso 17:29
Deut. 5:9Ex 23:24; 1Ko 10:14
Deut. 5:9Ex 34:14; De 4:24; Yes 42:8; Mt 4:10
Deut. 5:9Ex 34:6, 7
Deut. 5:11Ex 22:28; Le 19:12
Deut. 5:11Ex 20:7; Le 24:16
Deut. 5:12Ex 16:23; 20:8-10; 31:13
Deut. 5:13Ex 34:21
Deut. 5:14Ex 16:29
Deut. 5:14Ne 13:15
Deut. 5:14Ex 23:12
Deut. 5:14De 10:17; Efe 6:9
Deut. 5:15Ex 6:6; De 4:34
Deut. 5:16Ex 21:15; Le 19:3; De 27:16; Mme 1:8; Mr 7:10
Deut. 5:16Ex 20:12; Efe 6:2, 3
Deut. 5:17Ge 9:6; Ex 20:13; Nu 35:20, 21; Mt 5:21; Ro 13:9
Deut. 5:18Ex 20:14; 1Ko 6:18; Heb 13:4
Deut. 5:19Ex 20:15; Le 19:11; Mme 30:8, 9; 1Ko 6:10; Efe 4:28
Deut. 5:20Ex 20:16; 23:1; Le 19:16; De 19:16-19; Mme 6:16, 19; 19:5
Deut. 5:21Mt 5:28
Deut. 5:21Ex 20:17; Lu 12:15; Ro 7:7
Deut. 5:22Ex 19:9, 18
Deut. 5:22Ex 24:12; 31:18; De 4:12, 13
Deut. 5:23Ex 20:18; Heb 12:18, 19
Deut. 5:24Ex 24:17
Deut. 5:24De 4:33, 36
Deut. 5:27Ex 20:19; Heb 12:18, 19
Deut. 5:28De 18:16, 17
Deut. 5:29De 10:12; Hio 28:28; Mme 1:7; Mt 10:28; 1Pe 2:17
Deut. 5:29Mme 4:4; 7:2; Ɔsɛ 12:13; Yes 48:18; 1Yo 5:3
Deut. 5:29Dw 19:8, 11; Yak 1:25
Deut. 5:32De 6:3, 25; 8:1
Deut. 5:32De 12:32; Yos 1:7, 8
Deut. 5:33De 10:12
Deut. 5:33De 4:40; 12:28; Ro 10:5
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Deuteronomium 5:1-33

Deuteronomium

5 Afei Mose frɛɛ Israelfoɔ nyinaa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “O Israel, montie ahyɛdeɛ ne atemmusɛm a mereka akyerɛ mo nnɛ yi. Monsua na monni so pɛpɛɛpɛ. 2 Yehowa yɛn Nyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam wɔ Horeb.+ 3 Ɛnyɛ yɛn nananom na Yehowa ne wɔn yɛɛ saa apam yi, na mmom yɛn a yɛte ase nnɛ yi nyinaa. 4 Yehowa firi gya mu ne mo kasaa animu ne animu wɔ bepɔ no so.+ 5 Saa berɛ no, megyinaa mo ne Yehowa ntam+ kaa Yehowa anom asɛm kyerɛɛ mo, ɛfiri sɛ na mosuro egya no, na moankɔ bepɔ no so.+ Ɔkaa sɛ:

6 “‘Mene Yehowa wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii nkoafie wɔ Egypt asaase so no.+ 7 Nsom onyame foforɔ biara nka me ho.*+

8 “‘Nyɛ ohoni a wɔasene biara+ anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asaase so anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu wɔ asaase ase nsɛsoɔ biara mfa. 9 Nkoto wɔn na mma biribiara nntwetwe wo mma wonkɔsom wɔn,+ ɛfiri sɛ me Yehowa wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn a mempɛ sɛ wɔsom obiara ka me ho.+ Na agyanom a wɔtan me no, mede wɔn bɔne ho asotwe bɛba wɔn mma, wɔn mmanana, ne wɔn nanankansowanom so,+ 10 na wɔn a wɔdɔ me na wɔdi me mmara so deɛ, meda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ wɔn kɔsi wɔn awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so apem so.

11 “‘Mfa Yehowa wo Nyankopɔn din nni agorɔ,+ ɛfiri sɛ Yehowa remma obiara a ɔde ne din di agorɔ no mfa ne ho nni.+

12 “‘Di Homeda na yɛ no kronkron sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo no.+ 13 Adwuma biara a wowɔ yɛ no, fa nnansia yɛ,+ 14 nanso da a ɛtɔ so nson no deɛ, ɛyɛ Homeda ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Nyɛ adwuma biara;+ wo ankasa oo, wo babarima anaa wo babaa oo, w’akoa anaa w’afenaa oo, wo nantwie oo, w’afunumu oo, w’afieboa oo, ɔhɔhoɔ a ɔte wo kurom* oo, ɛnsɛ sɛ obiara yɛ adwuma.+ Ɛbɛma w’afenaa ne w’akoa ahome te sɛ wo.+ 15 Kae sɛ na woyɛ akoa wɔ Egypt asaase so na Yehowa wo Nyankopɔn de nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu yii wo firii hɔ.+ Ɛno nti na Yehowa wo Nyankopɔn ahyɛ mmara sɛ di Homeda no.

16 “‘Di wo papa ne wo maame ni,+ sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo no, na woanyini akyɛ na asi wo yie* wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.+

17 “‘Nni awu.+

18 “‘Nsɛe awareɛ.+

19 “‘Mmɔ korɔno.+

20 “‘Nni wo yɔnko ho adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ.*+

21 “‘Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere.+ Na mma w’ani mmmere wo yɔnko fie, n’asaase, n’akoa, n’afenaa, ne nantwie, anaa n’afunumu. Mma w’ani mmmere wo yɔnko biribiara.’+

22 “Yehowa firi egya ne mununkum kumɔnn ne esum mu+ de nne kɛseɛ kaa mmara nsɛm* yi kyerɛɛ asafo no nyinaa wɔ bepɔ no so, na wamfa hwee anka ho. Afei ɔtwerɛ guu abopono mmienu so de maa me.+

23 “Nanso berɛ a bepɔ no redɛre na motee nne no firii sum mu no,+ ɛhɔ ara na mo mmusuakuo mu atitire ne mpanimfoɔ no nyinaa baa me nkyɛn. 24 Ɛnna mokaa sɛ, ‘Hwɛ, Yehowa yɛn Nyankopɔn ada n’animuonyam ne ne kɛseyɛ adi akyerɛ yɛn, na yɛate ne nne wɔ egya mu.+ Ɛnnɛ na yɛahu sɛ Onyankopɔn bɛtumi ne onipa akasa ama onipa no akɔ so atena nkwa mu.+ 25 Nanso yɛmpɛ sɛ yɛwuwu, ɛfiri sɛ egya kɛseɛ yi bɛtumi ahye yɛn ama yɛawuwu. Sɛ yɛtoa so tie Yehowa yɛn Nyankopɔn nne a, sɛdeɛ ɛteɛ biara yɛbɛwuwu. 26 Onipa* bɛn na wate Onyankopɔn teasefoɔ no nne wɔ egya mu te sɛ yɛn na ɔda so te ase? 27 Enti wo mmom bɛn hɔ kɔtie deɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa, na deɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛka akyerɛ wo biara, bɛbɔ yɛn amanneɛ, na yɛbɛtie na yɛadi so.’+

28 “Yehowa tee deɛ moka kyerɛɛ me no nyinaa. Enti Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mate nsɛm a ɔman yi aka akyerɛ wo no. Deɛ wɔaka no nyinaa yɛ.+ 29 Sɛ daa wɔnya akoma a ɛbɛma wɔasuro me+ na wɔadi me mmara nyinaa so a,+ anka ɛbɛsi wɔne wɔn mma nyinaa yie daa.+ 30 Kɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Monsan nkɔ mo ntomadan mu.” 31 Wo deɛ, gyina me nkyɛn ha na menkyerɛ wo mmara nsɛm, ahyɛdeɛ, ne atemmusɛm a wode bɛkyerɛkyerɛ wɔn ama wɔadi so wɔ asaase a mede ama wɔn sɛ wɔmfa no so.’ 32 Monhwɛ sɛ mobɛyɛ deɛ Yehowa mo Nyankopɔn aka no nyinaa.+ Mommmane nnkɔ benkum anaa nifa.+ 33 Ɛkwan a Yehowa mo Nyankopɔn aka sɛ momfa so no, monhwɛ sɛ mobɛfa so pɛpɛɛpɛ.+ Moyɛ saa a, mobɛnya nkwa na asi mo yie na moanya nkwa tenten wɔ asaase a morekɔfa no so.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane