Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Genesis 1:1-50:26
  • Genesis

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Genesis
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Genesis

GENESIS

1 Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asaase.+

2 Ná asaase no wɔ hɔ kwa a wunhu n’adeban,* na esum kata nsu* no ani,+ na na Onyankopɔn honhom*+ redi akɔneaba wɔ nsu no ani.+

3 Na Onyankopɔn kae sɛ: “Hann mmra.” Ɛnna hann bae.+ 4 Afei Onyankopɔn hui sɛ hann no ye, na Onyankopɔn fii ase kyɛɛ hann ne sum no mu. 5 Onyankopɔn frɛɛ hann no Awia,* na esum no de, ɔfrɛɛ no Anadwo.*+ Ade sae na ade kyee; da a edi kan ni.

6 Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Ewim+ mmra nsu no ntam, na ɛmmɛpae nsu ne nsu no mu.”+ 7 Enti Onyankopɔn maa wim bae, na ɛpaee nsu no mu ma ebi kodii soro na ebi kaa fam.+ Na ɛyɛɛ saa. 8 Onyankopɔn frɛɛ wim no Ɔsoro. Ade sae na ade kyee; da a ɛto so abien ni.

9 Na Onyankopɔn kae sɛ: “Nsu a ɛwɔ ɔsoro ase no mmoaboa ano wɔ faako na asaase kesee nyi ne ho.”+ Na ɛyɛɛ saa. 10 Onyankopɔn frɛɛ baabi a ɛyɛ kesee no Asaase,+ na ɔfrɛɛ nsu a aboaboa ano no Ɛpo.+ Na Onyankopɔn hui sɛ eye.+ 11 Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Asaase mfifi nwura frɔmfrɔm, afifide a ɛsow aba ne nnua a ɛsow aba; emu biara nsow aba wɔ asaase so sɛnea ne su te.” Na ɛyɛɛ saa. 12 Na nwura frɔmfrɔm fii ase fifii asaase so, afifide a ɛsow aba+ ne nnua a ɛsow aba; emu biara sow aba sɛnea ne su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. 13 Ade sae na ade kyee; da a ɛto so abiɛsa ni.

14 Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Nkanea*+ mmra wim wɔ ɔsoro na ɛnkyɛ awia ne anadwo mu;+ na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne na ɛnkyerɛ mmere ne nna ne mfe.+ 15 Ɛbɛyɛ nkanea wɔ wim na ahyerɛn asaase so.” Na ɛyɛɛ saa. 16 Na Onyankopɔn yɛɛ* nkanea akɛse abien, kanea kɛse paa no hyerɛn awia+ na ketewa no hyerɛn anadwo, na ɔyɛɛ nsoromma nso.+ 17 Enti Onyankopɔn de sensɛn soro sɛ ɛnhyerɛn asaase so, 18 sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛhyerɛn awia ne anadwo* na akyɛ hann ne esum mu.+ Na Onyankopɔn hui sɛ eye. 19 Ade sae na ade kyee; da a ɛto so anan ni.

20 Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Abɔde* a nkwa wom nyɛ nsu no mu manyamanya na ntuboa nso ntu mfa asaase so wɔ wim.”+ 21 Na Onyankopɔn bɔɔ ɛpo mu mmoa akɛse ne abɔde* a nkwa wom a wɔnenam nsu mu manyamanya nyinaa sɛnea wɔn su te, ne ntuboa a wɔwɔ ntaban nyinaa sɛnea wɔn su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. 22 Afei Onyankopɔn hyiraa wɔn kae sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ ɛpo mu ma,+ na ntuboa nso nnɔɔso wɔ asaase so.” 23 Ade sae na ade kyee; da a ɛto so anum ni.

24 Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Abɔde* a nkwa wom mmra asaase so sɛnea wɔn su te, afieboa ne mmoa a wɔwea* ne wuram mmoa sɛnea wɔn su te.”+ Na ɛyɛɛ saa. 25 Na Onyankopɔn yɛɛ wuram mmoa sɛnea wɔn su te, ne afieboa sɛnea wɔn su te, ne mmoa a wɔwea asaase so nyinaa sɛnea wɔn su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.

26 Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Ma yɛnyɛ+ onipa wɔ yɛn suban+ so sɛnea yɛte;+ ma wonnya asaase nyinaa so tumi, na wonnya ɛpo mu mpataa, wim ntuboa, afieboa, ne mmoa a wɔwea asaase so nyinaa so tumi.”+ 27 Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no; ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.+ 28 Afei Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asaase so ma+ na munnya so tumi,+ na ɛpo mu mpataa ne wim ntuboa ne abɔde a nkwa wom a wɔnenam asaase so nyinaa, munnya wɔn so tumi.”+

29 Ɛnna Onyankopɔn kae sɛ: “Mede afifide a ɛsow aba wɔ asaase so nyinaa ne nnua a ɛsow aba nyinaa ama mo. Ɛnyɛ aduan mma mo.+ 30 Afei wuram mmoa nyinaa ne wim ntuboa nyinaa ne asaase so abɔde biara a nkwa wom* no, mede nhaban momono nyinaa ama wɔn sɛ ɛnyɛ wɔn aduan.”+ Na ɛyɛɛ saa.

31 Afei Onyankopɔn hwɛɛ biribiara a wayɛ, na ohui sɛ, eye paa!+ Ade sae na ade kyee; da a ɛto so asia ni.

2 Eyi ne ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ ɔsoro ne asaase ne emu nneɛma* nyinaa wiei.+ 2 Eduu da a ɛto so ason no, na Onyankopɔn awie biribiara a ɔreyɛ, na da a ɛto so ason no, ofii ase home fii ne nnwuma a ɔreyɛ nyinaa ho.+ 3 Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no na ɔkae sɛ ɛyɛ kronkron, efisɛ saa da no na Onyankopɔn fii ase home fii ne nnwuma nyinaa ho. Ɔbɔɔ biribiara a na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no.

4 Bere a wɔbɔɔ ɔsoro ne asaase, ɛda a Yehowa* Nyankopɔn yɛɛ asaase ne ɔsoro no, ɛho nsɛm ni.+

5 Saa bere yi, na wura biara nni asaase so, na na afifide biara nnya mmae, efisɛ na Yehowa Nyankopɔn ntɔɔ osu nguu asaase so, na na onipa biara nni hɔ a ɔbɛdɔw asaase no. 6 Nanso na suwusiw fi asaase so kɔ soro, na na ɛbɛfɔw asaase ani nyinaa.

7 Yehowa Nyankopɔn de fam dɔte+ nwenee onipa na ohuw nkwa home guu ne hwene mu,+ na onipa no bɛyɛɛ ɔteasefo.*+ 8 Afei nso, Yehowa Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden+ a ani kyerɛ apuei fam; ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwenee no+ no kɔtenae. 9 Na Yehowa Nyankopɔn maa nnua a wohwɛ a ɛyɛ fɛ na eye sɛ wodi nyinaa bi fifii asaase no so, ne nkwa dua+ nso wɔ turo no mfinimfini ne papa ne bɔne ho nimdeɛ dua.+

10 Saa bere no, na asubɔnten bi fi Eden sen bɛfɔw turo no; emu paapae yɛɛ nsubɔnten* anan. 11 Nea edi kan no de Pison. Etwa Hawila asaase a sika kɔkɔɔ wɔ so no nyinaa ho hyia. 12 Saa asaase no so sika kɔkɔɔ yɛ papa. Bedola aduhuam* ne abohene tuntum nso wɔ hɔ. 13 Asubɔnten a ɛto so abien no de Gihon, na etwa Kus asaase nyinaa ho hyia. 14 Asubɔnten a ɛto so abiɛsa no de Hidekel,*+ na ɛsen wɔ Asiria+ apuei fam. Asubɔnten a ɛto so anan no ne Eufrate.+

15 Yehowa Nyankopɔn de ɔbarima no kɔtenaa Eden turom hɔ sɛ ɔnnɔw hɔ na ɔnhwɛ hɔ.+ 16 Afei nso, Yehowa Nyankopɔn maa ɔbarima no ahyɛde sɛ: “Turom ha nnua nyinaa wutumi di nea wopɛ biara.+ 17 Nanso papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no de, nni bi, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.”+

18 Ɛnna Yehowa Nyankopɔn kae sɛ: “Enye sɛ ɔbarima no nko ara tena. Merebɛyɛ ɔboafo ama no, ɔhokafo a ɔfata no.”+ 19 Na Yehowa Nyankopɔn de dɔte nwenee wuram mmoa nyinaa ne wim ntuboa nyinaa, na ɔde wɔn brɛɛ onipa no sɛ ɔnhwɛ ntoto wɔn nyinaa din, na edin biara a onipa no de frɛɛ abɔde* a ɛte ase biara no, ɛno ara na ɛbɛyɛɛ ne din.+ 20 Enti afieboa ne wim ntuboa ne asaase so mmoa nyinaa, onipa no totoo wɔn din, nanso onipa no de, na onni ɔboafo a ɔfata no. 21 Enti Yehowa Nyankopɔn maa onipa no daa hatee, na bere a ɔdae no, oyii ne mfe dompe baako, na ɔde nam hyɛɛ ananmu. 22 Na Yehowa Nyankopɔn de mfe dompe a oyi fii ɔbarima no mu no yɛɛ ɔbea, na ɔde no brɛɛ ɔbarima no.+

23 Ɛnna ɔbarima no kae sɛ:

“Afei me nnompe mu dompe

Ne me honam mu nam ni.

Oyi na wɔbɛfrɛ no Ɔbea,

Efisɛ ɔbarima mu na woyii no fii.”+

24 Ɛno nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔbata* ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam koro.+ 25 Ná ɔbarima no ne ne yere nhyɛ hwee,*+ nanso na wɔmfɛre.

3 Ná ɔwɔ+ yɛ anifere sen wuram mmoa a Yehowa Nyankopɔn ayɛ wɔn nyinaa. Enti obisaa ɔbea no sɛ: “Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn aka sɛ munnni turo yi mu dua biara so aba?”+ 2 Ɛnna ɔbea no ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: “Yetumi di turo yi mu nnua so aba.+ 3 Na mmom dua a esi turo no mfinimfini+ no so aba de, Onyankopɔn aka sɛ, ‘Munnni bi, na mommfa mo nsa nnka; anyɛ saa a mubewu.’” 4 Ɛnna ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.+ 5 Mmom Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.”+

6 Afei ɔbea no hui sɛ dua no ye sɛ odi bi, na ɔhwɛe no na ɛyɛ akɔnnɔ, na ɛyɛ fɛ. Enti ɔtew n’aba no bi na odii.+ Akyiri yi, bere a ne kunu wɔ ne nkyɛn no, ɔmaa no bi, na ɔno nso dii.+ 7 Ɛnna wɔn baanu no ani buei na wohui sɛ wɔda adagyaw. Enti wɔpam borɔdɔma ahaban de kataa wɔn asen.+

8 Afei bere a anwummere mframa rebɔ a Yehowa Nyankopɔn nam turo no mu no, wɔtee ne nne, na ɔbarima no ne ne yere de wɔn ho kohintaw Yehowa Nyankopɔn wɔ turom hɔ nnua no mu. 9 Na Yehowa Nyankopɔn frɛɛ ɔbarima no mpɛn pii kae sɛ: “Wowɔ he?” 10 Afei ɔkae sɛ: “Metee wo nne wɔ turo no mu, nanso na misuro efisɛ na meda adagyaw, enti mihintawee.” 11 Ɛnna ɔkae sɛ: “Hena na ɔka kyerɛɛ wo sɛ woda adagyaw?+ Dua a meka kyerɛɛ wo sɛ nni bi no, woadi anaa?”+ 12 Ɔbarima no kae sɛ: “Ɔbea a wode no maa me no na ɔmaa me aduaba no bi dii.” 13 Ɛnna Yehowa bisaa ɔbea no sɛ: “Dɛn na woayɛ yi?” Na ɔbea no buae sɛ: “Ɔwɔ no na ɔdaadaa me ma midii.”+

14 Ɛnna Yehowa Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ+ no sɛ: “Esiane nea woayɛ yi nti, wɔadome wo wɔ afieboa ne wuram mmoa nyinaa mu. Wo yafunu so na wobɛwea na wubedi dɔte wo nkwa nna nyinaa. 15 Na mede ɔtan+ bɛto wo+ ne ɔbea+ no ntam ne w’aseni*+ ne n’aseni*+ ntam. Ɔno na ɔbɛpɛtɛw* wo ti+ na wo nso wobɛka* ne nantin.”+

16 Na ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Mɛma wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso; ɛyaw mu na wobɛwo mma, na w’ani begyina wo kunu, na obedi* wo so.”

17 Adam* nso, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Esiane sɛ woatie wo yere nne na woadi dua a mekae sɛ ‘Nni bi’ no+ nti, wo nti wɔadome asaase.+ Ɛyaw mu na wubedidi so, wo nkwa nna nyinaa.+ 18 Nsɔe ne nwura* na ebefifi wɔ so ama wo, na wubedi afuw mu ahaban.* 19 W’anim fifiri mu na wubedidi* kosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii.+ Woyɛ dɔte na dɔte mu na wobɛsan akɔ.”+

20 Eyi akyi no, Adam too ne yere din Hawa,* efisɛ na ɔbɛyɛ ateasefo nyinaa maame.+ 21 Na Yehowa Nyankopɔn de aboa nhoma yɛɛ ntaade tenten maa Adam ne ne yere hyɛe.+ 22 Ɛnna Yehowa Nyankopɔn kae sɛ: “Hwɛ, onipa no ayɛ sɛ yɛn mu baako ahu papa ne bɔne,+ na afei nea ɛbɛyɛ na wanteɛ ne nsa ankɔtew nkwa dua+ no aba nso bi anni na wantena ase daa nti,—” 23 Ɛno nti Yehowa Nyankopɔn tuu no fii Eden turo+ no mu sɛ ɔnkɔdɔw asaase a oyii no fii mu no.+ 24 Enti ɔpam onipa no na ɔde kerubim+ abien* ne ogya sekan a ɛredɛw na ɛretwa ne ho kɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no ano wɔ Eden turo no apuei fam.

4 Afei Adam ne ne yere Hawa dae, na onyinsɛn+ woo Kain.+ Na ne yere kae sɛ: “Yehowa aboa me ma mawo* ɔbabarima.” 2 Akyiri yi, ɔwoo ne nua Habel+ kaa ne ho.

Habel bɛyɛɛ oguanhwɛfo, na Kain nso bɛyɛɛ okuafo. 3 Bere bi akyi no, Kain de asaase so nnɔbae bɛbɔɔ afɔre maa Yehowa. 4 Habel de, oyii ne nguan mu mmakan+ no bi na ɔde wɔn srade kaa ho bɛbɔɔ afɔre. Yehowa ani sɔɔ Habel ne n’afɔre no,+ 5 nanso Kain ne n’afɔre no de, n’ani ansɔ. Afei Kain bo fuwii denneennen na omunae.* 6 Ɛnna Yehowa bisaa Kain sɛ: “Dɛn nti na wo bo afuw na woamuna saa? 7 Sɛ wosakra yɛ papa a, merennye wo ntom* anaa? Nanso sɛ woansakra anyɛ papa a, ɛnde bɔne butuw wo pon ano, na ɛrepɛ adi wo so; adɛn na wunni so nkonim?”

8 Eyi akyi no, Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel sɛ: “Ma yɛnkɔ wuram.” Wɔkɔɔ hɔ no, Kain tow hyɛɛ ne nua Habel so kum no.+ 9 Akyiri yi, Yehowa bisaa Kain sɛ: “Wo nua Habel wɔ he?” Ɛnna obuae sɛ: “Minnim. Adɛn, me na mehwɛ me nua no so anaa?” 10 Ɛnna Onyankopɔn kae sɛ: “Dɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua no mogya fi asaase so reteɛm frɛ me.+ 11 Ɛno nti asaase a ebuee n’anom gyee wo nua no mogya fii wo nsam no, wɔadome wo atwa wo asu afi so.+ 12 Sɛ wodɔw asaase no a, ɛremma wo ne nnɔbae.* Wobɛyɛ ɔkobɔfo abɔ asesa wɔ asaase so.” 13 Ɛnna Kain ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Me bɔne ho asotwe so ma me dodo sɛ mɛsoa. 14 Ɛnnɛ woretwa me asu afi asaase yi so, na mehintaw afi w’anim; mɛyɛ ɔkobɔfo abɔ asesa wɔ asaase so, na obiara a obehu me no bekum me.” 15 Afei Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛno nti obiara a obekum Kain no benya so akatua mpɛn ason.”

Ɛnna Yehowa yɛɛ sɛnkyerɛnne bi maa Kain na obiara a obehu no no amfa ne nsa anka no. 16 Afei Kain fii Yehowa anim kɔtenaa Akobɔfo asaase* so wɔ Eden apuei.+

17 Akyiri yi, Kain ne ne yere+ dae na onyinsɛn woo Enok. Na ɔkyekyee kurow bi de ne ba Enok din too so. 18 Eyi akyi no, Enok woo Irad, na Irad woo Mehuyael, na Mehuyael woo Metusael, na Metusael woo Lamek.

19 Lamek waree mmea baanu. Nea odi kan no din de Ada, na nea ɔto so abien no din de Sila. 20 Ada woo Yabal. Ɔno ne onipa a odii kan tenaa ntamadan mu yɛn mmoa. 21 Ne nua din de Yubal. Ɔno ne onipa a odi kan wɔ asankubɔfo ne mmɛnhyɛnfo* nyinaa mu. 22 Sila nso woo Tubal-Kain, na na ɔyɛ ɔtomfo a ɔde kɔbere ne nnade yɛ nneɛma bebree. Ná Tubal-Kain nuabea din de Naama. 23 Afei Lamek nwenee nsɛm maa ne yere Ada ne ne yere Sila; ɔkae sɛ:

“Lamek yerenom, muntie me;

Monwɛn mo aso ntie me nsɛm:

Makum ɔbarima a opiraa me no,

Yiw, aberante a ɔbɔɔ me no.

24 Nea obekum Kain no, sɛ mpɛn 7 na wobetua no so ka a,+

Ɛnde nea obekum Lamek no, wobetua no so ka mpɛn 77.”

25 Adam san ne ne yere dae, na ɔwoo ɔbabarima. Ne yere too no din Set,*+ efisɛ ɔkae sɛ: “Onyankopɔn ama me ɔba* foforo asi Habel a Kain kum no+ no ananmu.” 26 Set nso woo ɔbabarima na ɔtoo no din Enos.+ Saa bere no na wofii ase bɔɔ Yehowa din.

5 Eyi ne Adam ho nsɛm a wɔakyerɛw ato hɔ. Da a Onyankopɔn bɔɔ Adam no, ɔyɛɛ no Onyankopɔn sɛso.+ 2 Ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.+ Da a ɔbɔɔ wɔn no,+ ohyiraa wɔn, na edin a ɔde frɛɛ wɔn ne Onipa.*

3 Adam dii mfe 130 no, ɔwoo ɔba a ɔte sɛ ɔno wɔ ne suban so, na ɔtoo no din Set.+ 4 Adam woo Set no, odii mfe 800 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea. 5 Enti mfe a Adam dii nyinaa yɛ 930, na owui.+

6 Set dii mfe 105 no, ɔwoo Enos.+ 7 Set woo Enos no, odii mfe 807 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea. 8 Enti mfe a Set dii nyinaa yɛ 912, na owui.

9 Enos dii mfe 90 no, ɔwoo Kenan. 10 Enos woo Kenan no, odii mfe 815 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea. 11 Enti mfe a Enos dii nyinaa yɛ 905, na owui.

12 Kenan dii mfe 70 no, ɔwoo Mahalalel.+ 13 Kenan woo Mahalalel no, odii mfe 840 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea. 14 Enti mfe a Kenan dii nyinaa yɛ 910, na owui.

15 Mahalalel dii mfe 65 no, ɔwoo Yared.+ 16 Mahalalel woo Yared no, odii mfe 830 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea. 17 Enti mfe a Mahalalel dii nyinaa yɛ 895, na owui.

18 Yared dii mfe 162 no, ɔwoo Enok.+ 19 Yared woo Enok no, odii mfe 800 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea. 20 Enti mfe a Yared dii nyinaa yɛ 962, na owui.

21 Enok dii mfe 65 no, ɔwoo Metusala.+ 22 Enok woo Metusala no, ɔkɔɔ so ne nokware Nyankopɔn no* nantewee mfe 300. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea. 23 Enti mfe a Enok dii nyinaa yɛ 365. 24 Enok kɔɔ so ne nokware Nyankopɔn no nantewee.+ Eduu bere bi no wɔanhu no bio, efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe.+

25 Metusala dii mfe 187 no, ɔwoo Lamek.+ 26 Metusala woo Lamek no, odii mfe 782 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea. 27 Enti mfe a Metusala dii nyinaa yɛ 969, na owui.

28 Lamek dii mfe 182 no, ɔwoo ɔbabarima. 29 Ɔtoo no din Noa,*+ na ɔkae sɛ: “Oyi na ɔbɛkyekye yɛn werɛ, efisɛ asaase a Yehowa domee no nti, yɛyɛ adwuma brɛ na yɛte yaw wɔ yɛn nsa ano adwuma mu.”+ 30 Lamek woo Noa no, odii mfe 595 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea. 31 Enti mfe a Lamek dii nyinaa yɛ 777, na owui.

32 Noa dii mfe 500 no, ɔwoo Sem,+ Ham,+ ne Yafet.+

6 Afei bere a nnipa fii ase dɔɔso wɔ asaase so na wɔwoo mma mmea maa wɔn no, 2 nokware Nyankopɔn no mma*+ no hui sɛ nnipa mma mmea ho yɛ fɛ. Enti wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ. 3 Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Merennya* onipa ho abotare nkosi daa+ efisɛ ɔyɛ honam.* Enti ne mfe bɛyɛ 120.”+

4 Saa nna no ne ɛno akyi no, na Nefilimfo* wɔ asaase so. Saa bere no, nokware Nyankopɔn no mma no ne nnipa mma mmea dedae, na wɔne wɔn woo mma mmarima. Eyinom ne abran a wɔtenaa ase tete no, mmarima a wogyee din no.

5 Enti Yehowa hui sɛ onipa de abɔnefosɛm ahyɛ asaase so ma, na nea osusuw ho wɔ ne komam nyinaa yɛ bɔne bere nyinaa.+ 6 Ɛyɛɛ Yehowa yaw* sɛ ɔyɛɛ nnipa wɔ asaase so, na odii awerɛhow*+ wɔ ne komam. 7 Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Mɛpopa nnipa a mabɔ wɔn no afi asaase so, efi onipa so kosi afieboa ne mmoa a wɔwea ne wim ntuboa so, efisɛ ɛyɛ me yaw sɛ meyɛɛ wɔn.” 8 Nanso Noa de, onyaa Yehowa anim dom.

9 Noa ho nsɛm ni:

Ná Noa yɛ ɔtreneeni+ a ne ho nni asɛm wɔ ne beresofo* mu. Noa ne nokware Nyankopɔn no nantewee.+ 10 Akyiri yi, Noa woo mma mmarima baasa, Sem, Ham, ne Yafet.+ 11 Nanso na asaase asɛe wɔ nokware Nyankopɔn no ani so, na na amumɔyɛ ahyɛ so ma. 12 Ampa, bere a Onyankopɔn hwɛɛ asaase no, ohui sɛ asɛe,+ efisɛ na ɔhonam* nyinaa asɛe wɔn akwan wɔ asaase so.+

13 Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: “Merebɛsɛe ɔhonam nyinaa, efisɛ wɔama amumɔyɛ ahyɛ asaase so ma; enti mɛsɛe wɔn aka asaase no ho.+ 14 Fa dua papa* yɛ adaka.*+ Kyekyɛ adaka no mu, na fa amane*+ yeyɛ emu ne ɛho. 15 Sɛnea yɛ no ni: Ma adaka no tenten nyɛ basafa 300,* ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa 50, na efi soro besi fam nyɛ basafa 30. 16 Yɛ mfɛnsere wɔ adaka no ho a hann bɛfa mu,* na efi mfɛnsere no so kɔ adaka no atifi no nyɛ basafa baako. Yɛ ɔkwan wɔ adaka no nkyɛnmu,+ na yɛ no aborosan a ɛtoa so abiɛsa, nea ɛwɔ ase, nea ɛwɔ mfinimfini, ne nea ɛwɔ soro.

17 “Merebɛma nsu ayiri+ afa asaase so asɛe nnipa ne mmoa nyinaa,* nea nkwa wom na ɛhome* wɔ wiase. Biribiara a ɛwɔ asaase so bɛsɛe.+ 18 Na me ne wo reyɛ apam; ɛsɛ sɛ wokɔ adaka no mu, wo ne wo mma, wo yere, ne wo mma yerenom.+ 19 Na mmoa a wɔte ase nyinaa,+ fa abien abien, onini baako, ɔbere baako,+ kɔ adaka no mu na wo ne wɔn nyinaa nnya nkwa. 20 Fa ntuboa, sɛnea wɔn su te, afieboa, sɛnea wɔn su te, ne mmoa a wɔwea asaase so nyinaa, sɛnea wɔn su te; fa ebiara abien abien ka wo ho na wonnya nkwa.+ 21 Afei boaboa nnuan ahorow a wodi nyinaa+ bi ano, na ayɛ wo ne mmoa no aduan.”

22 Na Noa yɛɛ nea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no nyinaa. Ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.+

7 Ɛno akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ: “Wo ne wo fifo nyinaa nkɔ adaka no mu, efisɛ awo ntoatoaso yi mu no, wo nkutoo na mihu sɛ woyɛ ɔtreneeni wɔ m’anim.+ 2 Mmoa a wɔn ho tew no, fa ebiara ason,+ anini ne abere;* na mmoa a wɔn ho ntew no, fa ebiara abien pɛ, onini baako, ɔbere baako; 3 wim ntuboa nso, fa ebiara ason, anini ne abere,* na wɔanya nkwa ma wɔn ase atrɛw wɔ asaase nyinaa so.+ 4 Aka nnanson pɛ na mama osu atɔ+ agu asaase so nnafua 40, awia ne anadwo,+ na mɛpopa nea mayɛ a ɛte ase biara afi asaase so.”+ 5 Ɛnna Noa yɛɛ nea Yehowa aka akyerɛ no nyinaa.

6 Bere a nsuyiri no baa asaase so no, na Noa adi mfe 600.+ 7 Afei Noa ne ne mma ne ne yere ne ne mma no yerenom kɔɔ adaka no mu ansa na osu no refi ase atɔ.+ 8 Na mmoa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew ne ntuboa ne biribiara a ɛwea asaase so,+ 9 ebiara abien abien, onini baako, ɔbere baako, kɔɔ Noa nkyɛn wɔ adaka no mu sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa no. 10 Na nnanson akyi no, osu tɔe wɔ asaase so.

11 Noa asetena mu afe a ɛto so 600, bosome a ɛto so abien no da a ɛto so 17 no, subun akɛse no nyinaa ano paapaee na ɔsoro mfɛnsere buebuei.+ 12 Na osu tɔɔ asaase so nnafua 40, awia ne anadwo. 13 Saa da no ara Noa ne ne mma Sem, Ham, Yafet,+ ne ne yere, ne ne mma no yerenom kɔɔ adaka no mu.+ 14 Wɔne wuram mmoa nyinaa, sɛnea wɔn su te; ne afieboa nyinaa, sɛnea wɔn su te; ne mmoa a wɔwea asaase so nyinaa, sɛnea wɔn su te; ne ntuboa nyinaa, nnomaa ne ntakraboa, sɛnea wɔn su te. 15 Wɔkaa Noa ho kɔɔ adaka no mu, aboa biara a nkwa wɔ ne mu na ɔhome,* abien abien. 16 Enti ɔhonam nyinaa kɔɔ mu sɛnea Onyankopɔn kae no, anini ne abere. Ɛno akyi no, Yehowa too ɔpon no mu.

17 Osu no kɔɔ so tɔɔ asaase so nnafua 40, na eyiri pagyaw adaka no fii asaase so ma ɛtɛn nsu no ani. 18 Afei nsu no yiri faa asaase so ma ɛboroo so, nanso na adaka no tɛn nsu no ani. 19 Na nsu no yirii wɔ asaase so ara ma ɛkataa mmepɔw atenten a ɛwɔ wiase nyinaa so.+ 20 Eyiri kɔɔ soro traa mmepɔw atifi basafa 15.*

21 Enti abɔde* a ɛte ase wɔ asaase so nyinaa wuwui+—ntuboa, afieboa, wuram mmoa, ne mmoa nketenkete foforo* ne nnipa nyinaa.+ 22 Biribiara a ɛwɔ asaase kesee so a nkwa wom* na ɛhome fa ne hwenem wui.+ 23 Enti ɔpopaa biribiara a ɛte ase fii asaase so, efi nnipa so kosi mmoa so, mmoa a wɔwea asaase so kosi wim ntuboa so. Ɔpopaa wɔn nyinaa fii asaase so,+ na ɛkaa Noa ne wɔn a wɔka ne ho wɔ adaka no mu nkutoo.+ 24 Nsu no taa asaase so nnafua 150.+

8 Nanso Onyankopɔn kaee Noa ne wuram mmoa ne afieboa a wɔka ne ho wɔ adaka no mu nyinaa,+ na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asaase so, na nsu no fii ase twetwee. 2 Na subun no ne ɔsoro mfɛnsere no mu totoe, na osu no gyaee tɔ.*+ 3 Nsu no fii ase twetwee nkakrankakra fii asaase so; na nnafua 150 akyi no, na nsu no aba fam. 4 Bosome a ɛto so ason no da a ɛto so 17 no, adaka no kosii Ararat mmepɔw so baabi. 5 Nsu no so tewee nkakrankakra kosii bosome a ɛto so du no so. Na bosome a ɛto so du no da a edi kan no, mmepɔw no atifi yii ne ho adi.+

6 Enti nnafua 40 akyi no, Noa buee mfɛnsere+ a ɔyɛe wɔ adaka no ho no, 7 na ɔsomaa kwaakwaadabi fii adi, na sɛ aboa no kɔ ara a, na wasan aba, kosii sɛ nsu no yowee wɔ asaase so.

8 Akyiri yi, ɔsomaa aburuburuw sɛ ɔnkɔhwɛ sɛ nsu no atwetwe afi asaase so anaa. 9 Nanso aburuburuw no annya baabi ansi,* efisɛ na nsu da so wɔ asaase so baabiara.+ Enti ɔsan baa ne nkyɛn wɔ adaka no mu, na Noa teɛɛ ne nsa faa no de no baa adaka no mu. 10 Ɔsan twɛnee nnanson, na ɔsomaa aburuburuw no bio. 11 Ɛrekɔ anwummere no, aburuburuw no san bae, na na ngodua ahaban a watew no foforo tua n’ano, enti Noa hui sɛ nsu no ayow wɔ asaase so.+ 12 Ɔsan twɛnee nnanson bio. Afei ɔsomaa aburuburuw no, nanso wansan amma ne nkyɛn bio.

13 Afei afe a ɛto so 601,+ bosome a edi kan no da a edi kan no, na nsu no ayow wɔ asaase so; na Noa yii adaka no so nkataso, na ɔhwɛe no, ohui sɛ asaase no so rewo. 14 Bosome a ɛto so abien no da a ɛto so 27 no, na asaase no so awo wosee.

15 Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: 16 “Wo ne wo yere ne wo mma ne wɔn yerenom a wɔka wo ho no, mumfi adaka no mu.+ 17 Mmoa a wɔka wo ho nyinaa,+ ntuboa ne mmoa ahorow ne mmoa a wɔwea asaase so nyinaa, yi wɔn fi adi na wɔn ase ntrɛw* wɔ asaase so, na wɔnwo na wɔnnɔɔso wɔ asaase so.”+

18 Enti Noa ne ne mma+ ne ne yere ne ne mma no yerenom fii adi. 19 Na mmoa no nyinaa, wɔn a wɔwea ne ntuboa nyinaa, ne asaase so mmoa a aka nyinaa fii adaka no mu puei akuwakuw.+ 20 Ɛnna Noa sii afɔremuka+ maa Yehowa, na oyii wuram mmoa a wɔn ho tew ne ntuboa a wɔn ho tew+ nyinaa mu bi de wɔn bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so.+ 21 Na Yehowa tee sɛ afɔre no yɛ huam,* enti Yehowa kae wɔ ne komam sɛ: “Merenhwɛ nea onipa ayɛ ho nnome asaase*+ bio, efisɛ nea onipa susuw wɔ ne komam yɛ bɔne fi ne mmofraase;+ na meremfa me nsa nka nea ɛte ase nyinaa bio sɛnea mayɛ yi.+ 22 Efi nnɛ rekɔ, bere a wodua ne bere a wotwa, awɔw ne ɔhyew, osutɔbere* ne ɔpɛ bere,* adekyee ne adesae, to rentwa da.”+

9 Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mma na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asaase so ma.+ 2 Mo ho hu nkɔ so nka asaase so mmoa nyinaa, wim ntuboa nyinaa, mmoa a wɔwea fam nyinaa, ne ɛpo mu mpataa nyinaa, na wonsuro mo. Seesei mede wɔn ahyɛ mo nsa.*+ 3 Mmoa a wɔte ase nyinaa, mede ama mo sɛ munni.+ Mede ne nyinaa ama mo sɛnea mede nhaban momono maa mo no.+ 4 Ɛnam a mogya,+ kyerɛ sɛ, ne nkwa* wom no, ɛno na ɛnsɛ sɛ mudi.+ 5 Afei nso, abɔde a ɛte ase biara a ɔbɛka mo mogya a ɛyɛ mo nkwa* agu no, mɛma wabu ho akontaa. Sɛ onipa ka ne yɔnko mogya gu a, mɛma wabu ho akontaa, efisɛ ɔyɛ ne nua.+ 6 Obiara a ɔbɛka onipa mogya agu no, wɔnam onipa so na ɛbɛka ne mogya agu,+ efisɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so.+ 7 Mo de, monwo na monnɔɔso, na mo ase ntrɛw nyɛ bebree wɔ asaase so.”+

8 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa ne ne mma a wɔka ne ho no sɛ: 9 “Afei me ne mo reyɛ apam,+ mo ne mo asefo a wobedi mo akyi aba, 10 ne abɔde* biara a ɛte ase a ɔka mo ho; nnomaa, wuram mmoa, ne asaase so mmoa nyinaa, wɔn a wofi adaka no mu nyinaa; asaase so abɔde a wɔte ase nyinaa.+ 11 Yiw, me ne mo reyɛ apam yi: Meremma nsu nyiri mfa ɔhonam* nyinaa bio, na meremma nsu nyiri nsɛe asaase bio.”+

12 Onyankopɔn toaa so sɛ: “Apam a me ne mo ne abɔde* a ɛte ase biara a ɛka mo ho reyɛ no, eyi na ɛbɛyɛ ho sɛnkyerɛnne akosi awo ntoatoaso nyinaa so. 13 Mede me nyankontɔn ato omununkum mu na ayɛ apam a me ne asaase reyɛ no ho sɛnkyerɛnne. 14 Bere biara a mede omununkum bɛba asaase so no, nyankontɔn bepue wɔ omununkum no mu. 15 Na mɛkae m’apam a ɛda me ne mo ne abɔde biara a ɛte ase* ntam no, na nsu renyiri nsɛe ɔhonam nyinaa bio.+ 16 Nyankontɔn no bɛba omununkum mu, na mɛhwɛ akae daa apam a ɛda Onyankopɔn ne abɔde biara a ɛte ase* wɔ asaase so ntam no.”

17 Onyankopɔn tii mu kyerɛɛ Noa sɛ: “Eyi na ɛbɛyɛ apam a me ne ɔhonam a ɛwɔ asaase so nyinaa ayɛ no ho sɛnkyerɛnne.”+

18 Noa mma a wofi adaka no mu puei ne Sem, Ham, ne Yafet.+ Akyiri yi, Ham woo Kaanan.+ 19 Eyinom ne Noa mma baasa no, na wɔn mu na asaase so nnipa nyinaa fi hwetee.+

20 Afei Noa fii ase yɛɛ kua, na ɔyɛɛ bobefuw.* 21 Ɔnom bobesa no bi, na ɔbowee, enti bere a ɔda ne ntamadan mu no, na ne ho apa. 22 Kaanan papa Ham hui sɛ ne papa ho gu hɔ,* na ofii adi kɔbɔɔ ne nuanom baanu no amanneɛ. 23 Ɛnna Sem ne Yafet faa ntama de guu wɔn kɔn ho de wɔn akyi kɔɔ ntamadan no mu. Na woyii wɔn ani too nkyɛn kɔkataa wɔn papa ho, enti wɔanhu ne ho.

24 Bere a Noa nyanee a nsã* no atetew n’ani so no, ɔtee nea ne ba kumaa no ayɛ, 25 na ɔkae sɛ:

“Nnome nka Kaanan.+

Ma ɔnyɛ nkoa mu akoa mma ne nuanom.”+

26 Ɔsan kae sɛ:

“Ayeyi nka Yehowa, Sem Nyankopɔn,

Na Kaanan nyɛ n’akoa.*+

27 Onyankopɔn mma Yafet nnya tenabea a ɛtrɛw,

Na ɔntena Sem ntamadan mu.

Ma Kaanan nyɛ akoa mma ɔno nso.”

28 Nsuyiri no akyi no, Noa dii mfe 350 kaa ho.+ 29 Enti mfe a Noa dii nyinaa yɛ 950, na owui.

10 Noa mma Sem,+ Ham, ne Yafet asefo ho nsɛm ni.

Nsuyiri no akyi no, wɔwoo mma.+ 2 Yafet mma ne Gomer,+ Magog,+ Madai, Yawan, Tubal,+ Mesek,+ ne Tira.+

3 Gomer mma ne Askenas,+ Rifat, ne Togarma.+

4 Yawan mma ne Elisah,+ Tarsis,+ Kitim,+ ne Dodanim.

5 Eyinom na wɔhwete kɔtenatenaa nsupɔw so ne wɔn nsaase so, sɛnea wɔn mu biara kasa, n’abusua, ne ne man te.

6 Ham mma ne Kus, Misraim,+ Put,+ ne Kaanan.+

7 Kus mma ne Seba,+ Hawila, Sabta, Raama,+ ne Sabteka.

Raama mma ne Saba ne Dedan.

8 Kus woo Nimrod. Ɔno na ɔbɛyɛɛ otumfo a odi kan wɔ asaase so. 9 Ɔbɛyɛɛ ɔbɔmmɔfo kɛse a ɔsɔre tia Yehowa. Enti abɛyɛ asɛm a wɔtaa ka sɛ: “Wote sɛ ɔbɔmmɔfo kɛse Nimrod a ɔsɔre tiaa Yehowa no.” 10 Nkurow a edi kan wɔ n’ahenni mu* ne Babel,+ Erek,+ Akad, ne Kalne a ɛwɔ Sinar asaase so.+ 11 Ofi saa asaase no so kɔɔ Asiria+ kɔkyekyee Niniwe+ ne Rehobot-Ir, Kala, 12 ne Resen a ɛwɔ Niniwe ne Kala ntam no: Eyi ne kurow kɛse no.*

13 Misraim woo Ludim,+ Anamim, Lehabim, Naftuhim,+ 14 Patrusim,+ Kasluhim (wɔn asefo ne Filistifo),+ ne Kaftorim.+

15 Kaanan woo Sidon+ a ɔyɛ ne ba panyin, ne Het,+ 16 ne afei Yebusifo,+ Amorifo,+ Girgasifo, 17 Hiwifo,+ Arkifo, Sinfo, 18 Awadfo,+ Semarifo, ne Hamatfo.+ Akyiri yi, Kaananfo mmusua bɔ hwetee. 19 Ná Kaanan ahye fi Sidon kɔpem Gerar,+ a ɛbɛn Gasa,+ na na ɛkɔ ara kosi Sodom, Gomora,+ Adma, ne Seboiim+ a ɛbɛn Lasa. 20 Eyinom ne Ham mma, sɛnea wɔn mmusua, wɔn kasa, wɔn nsaase, ne wɔn aman te.

21 Sem a ne nua panyin paa* ne Yafet no nso nyaa mma. Ɔno ne Eber+ mma nyinaa agya. 22 Sem mma ne Elam,+ Asur,+ Arfaksad,+ Lud, ne Aram.+

23 Aram mma ne Us, Hul, Geta, ne Mas.

24 Arfaksad woo Sela,+ na Sela nso woo Eber.

25 Eber woo mma baanu. Ɔbaako din de Peleg,*+ efisɛ ne bere so na nnipa mu kyekyɛe wɔ asaase so.* Ne nua din de Yoktan.+

26 Yoktan woo Almodad, Selef, Hasarmawet, Yera,+ 27 Hadoram, Usal, Dikla, 28 Obal, Abimael, Saba, 29 Ofir,+ Hawila, ne Yobab. Eyinom nyinaa yɛ Yoktan mma.

30 Baabi a wɔtenae no fi Mesa kosi Sefar wɔ Apuei fam mmepɔw so.

31 Eyinom ne Sem mma, sɛnea wɔn mmusua, wɔn kasa, wɔn nsaase, ne wɔn aman te.+

32 Eyinom ne Noa mma no mmusua, sɛnea wɔn awo ntoatoaso ne wɔn aman te. Nsuyiri no akyi no, eyinom na wɔhwete bɛyɛɛ amanaman wɔ asaase so baabiara.+

11 Saa bere no, na asaase so nnipa nyinaa ka kasa baako, na nsɛmfua koro no ara na na obiara de yɛ adwuma. 2 Bere a wɔde wɔn ani kyerɛɛ apuei no, wɔkɔtoo asaasetraa bi wɔ Sinar asaase so,+ na wɔtenaa hɔ. 3 Ɛnna wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Mommra mma yɛnyɛ birikisi mfa ogya ntõ.” Enti wɔde birikisi yɛɛ abo a wɔde si dan, na wɔde kootaa hyehyɛɛ ntam. 4 Ɛnna wɔkae sɛ: “Mommra mma yɛnkyekye kurow kɛse na yɛnto abantenten a n’atifi bedu soro, na yennye din, na yɛammɔ anhwete asaase nyinaa so.”+

5 Afei Yehowa bɛhwɛɛ kurow a nnipa mma rekyekye ne abantenten a wɔreto no. 6 Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Hwɛ! Wɔyɛ nnipa baako a wɔka kasa baako,+ na nea wɔafi ase reyɛ ni. Enti biribiara nni hɔ a wɔpɛ sɛ wɔyɛ a wɔrentumi nyɛ. 7 Ma yensian+ nkɔyɛ wɔn kasa basabasa na obiara ante ne yɔnko kasa.” 8 Ɛnna Yehowa bɔɔ wɔn hwetee asaase so nyinaa,+ na edidi mu ara na wogyaee kurow no kyekye. 9 Eyi nti na wɔbɛfrɛɛ hɔ Babel,*+ efisɛ ɛhɔ na Yehowa yɛɛ asaase nyinaa kasa basabasa, na ɛhɔ na Yehowa bɔɔ wɔn hwetee asaase so nyinaa.

10 Sem+ ne n’asefo ho nsɛm ni.

Bere a Sem dii mfe 100 a ɛyɛ Nsuyiri no akyi mfe abien no, ɔwoo Arfaksad.+ 11 Sem woo Arfaksad no, odii mfe 500 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea.+

12 Arfaksad dii mfe 35 no, ɔwoo Sela.+ 13 Arfaksad woo Sela no, odii mfe 403 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea.

14 Sela dii mfe 30 no, ɔwoo Eber.+ 15 Sela woo Eber no, odii mfe 403 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea.

16 Eber dii mfe 34 no, ɔwoo Peleg.+ 17 Eber woo Peleg no, odii mfe 430 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea.

18 Peleg dii mfe 30 no, ɔwoo Reu.+ 19 Peleg woo Reu no, odii mfe 209 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea.

20 Reu dii mfe 32 no, ɔwoo Serug. 21 Reu woo Serug no, odii mfe 207 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea.

22 Serug dii mfe 30 no, ɔwoo Nahor. 23 Serug woo Nahor no, odii mfe 200 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea.

24 Nahor dii mfe 29 no, ɔwoo Tera.+ 25 Nahor woo Tera no, odii mfe 119 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea.

26 Tera dii mfe 70 no, ɔwoo Abram,+ Nahor,+ ne Haran.

27 Tera ne n’asefo ho nsɛm ni.

Tera woo Abram, Nahor ne Haran; na Haran nso woo Lot.+ 28 Haran wui bere a ne papa Tera da so te ase wɔ Ur,+ Kaldeafo asaase so,+ baabi a wɔwoo no no. 29 Abram ne Nahor warewaree. Ná Abram yere din de Sarai,+ na Nahor nso yere din de Milka;+ ná Milka yɛ Haran babea. Ná Haran yɛ Milka ne Iska nyinaa papa. 30 Ná Sarai yɛ obonin+ a onni ba.

31 Akyiri yi Tera ne ne ba Abram ne Haran ba Lot a ɔyɛ ne banana+ ne n’asebea Sarai a ɔyɛ ne ba Abram yere no fii Ur a ɛwɔ Kaldea kɔɔ Kaanan+ asaase so. Wokoduu Haran+ no, wɔtenaa hɔ. 32 Mfe a Tera dii nyinaa yɛ 205, na owui wɔ Haran.

12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Fi w’asaase so ne w’abusuafo mu ne w’agya fi kɔ asaase a mɛkyerɛ wo no so.+ 2 Mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mehyira wo ama wo din ayɛ kɛse, na wobɛyɛ nhyira ama nkurɔfo.+ 3 Mehyira wɔn a wohyira wo, na mɛdome obiara a ɔdome wo,+ na ɔkwan biara so asaase so mmusua nyinaa nam wo so benya nhyira.”*+

4 Ɛnna Abram kɔe sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ no no, na Lot ne no kɔe. Bere a Abram fii Haran no, na wadi mfe 75.+ 5 Abram faa ne yere Sarai+ ne ne nuabarima ba Lot+ ne wɔn agyapade nyinaa+ ne nnipa* a wɔanya wɔ Haran, na wosiim de wɔn ani kyerɛɛ Kaanan asaase so.+ Bere a wokoduu Kaanan asaase so no, 6 Abram faa asaase no so ara koduu Sekem,+ baabi a ɛbɛn More nnua akɛse no.+ Saa bere no, na Kaananfo wɔ asaase no so. 7 Afei Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ Abram na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “W’asefo*+ na mede asaase yi bɛma wɔn.”+ Enti osii afɔremuka wɔ hɔ maa Yehowa a oyii ne ho adi kyerɛɛ no no. 8 Akyiri yi, otu fii hɔ kɔɔ Betel+ apuei fam bepɔw so, na osii ne ntamadan wɔ hɔ. Ná Betel wɔ ne benkum so na Ai+ nso wɔ ne nifa so. Osii afɔremuka maa Yehowa,+ na ofii ase bɔɔ Yehowa din frɛɛ no wɔ hɔ.+ 9 Afei Abram tui na ɔde n’ani kyerɛɛ Negeb;+ ɔkɔɔ so dii atutena.

10 Ɔkɔm baa asaase no so, na Abram de n’ani kyerɛɛ Egypt sɛ ɔrekɔtena hɔ kakra,*+ efisɛ na ɔkɔm no ano yɛ den wɔ asaase no so.+ 11 Bere a wɔreyɛ adu Egypt no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: “Mesrɛ wo tie. Minim sɛ woyɛ ɔbea a wo ho yɛ fɛ.+ 12 Enti sɛ Egyptfo hu wo a, nea wɔbɛka ara ne sɛ, ‘Hwɛ, ne yere ni.’ Na wobekum me na wɔagyaw wo. 13 Mesrɛ wo, ɛyɛ a ka sɛ woyɛ me nuabea, na asi me yiye, na wɔankum me.”*+

14 Bere a Abram duu Egypt ara pɛ, Egyptfo no hui sɛ ɔbea no ho yɛ fɛ yiye. 15 Farao mpanyimfo no nso huu no, na wɔkamfoo no kyerɛɛ Farao, enti wɔbɛfaa no kɔɔ Farao fi. 16 Ɔbea no nti, Farao ne Abram dii no yiye, na onyaa nguan, anantwi, mfurum anini ne abere, nkoa ne mfenaa, ne yoma pii.+ 17 Afei Abram yere Sarai+ nti, Yehowa de nyarewa akɛse* baa Farao ne ne fifo so. 18 Ɛnna Farao frɛɛ Abram kae sɛ: “Dɛn na woayɛ me yi? Dɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔyɛ wo yere? 19 Dɛn nti na wokae sɛ, ‘Ɔyɛ me nua’?+ Anka mereyɛ aware no. Hwɛ, wo yere ni, fa no kɔ!” 20 Enti Farao de ahyɛde maa ne mmarima no ma wogyaa no kwan, na ɔde ne yere ne nea ɔwɔ nyinaa kɔe.+

13 Afei Abram fii Egypt de n’ani kyerɛɛ Negeb,+ ɔne ne yere ne nea ɔwɔ nyinaa, na na Lot ka ne ho. 2 Ná Abram anya nyɛmmoa, dwetɛ, ne sika kɔkɔɔ bebree.+ 3 Bere a ofi Negeb rekɔ Betel no, odii atutena kosii sɛ oduu baabi a bere bi osii ne ntamadan wɔ Betel ne Ai ntam no,+ 4 beae a kan osii afɔremuka no. Ɛhɔ na Abram bɔɔ Yehowa din frɛɛ no no.

5 Lot a na ɔka Abram ho wɔ n’akwantu mu no nso nyaa nguan, anantwi, ne ntamadan. 6 Enti na asaase no sua ma wɔn sɛ wɔn nyinaa bɛtena faako, efisɛ na wɔn agyapade adɔɔso ara ama wɔakyere so wɔ asaase no so. 7 Ɛno maa akasakasa baa wɔn a wɔhwɛ Abram nyɛmmoa ne wɔn a wɔhwɛ Lot nyɛmmoa no ntam. (Saa bere no, Kaananfo ne Perisifo na na wɔte asaase no so.)+ 8 Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Lot+ sɛ: “Mesrɛ wo, ɛnsɛ sɛ akasakasa biara ba me ne wo ntam ne wɔn a wɔhwɛ me mmoa ne wɔn a wɔhwɛ wo mmoa no ntam, efisɛ yɛyɛ anuanom. 9 Ɛnyɛ asaase no nyinaa na ɛda w’anim yi? Mesrɛ wo, tew wo ho fi me ho. Wofa benkum a, mɛfa nifa; na sɛ wofa nifa a, mɛfa benkum.” 10 Enti Lot maa n’ani so hwɛe, na ohui sɛ efi Yordan mantam no+ nyinaa kosi Soar+ no, nsu wɔ asaase no so te sɛ Yehowa turo+ ne Egypt asaase (ansa na Yehowa resɛe Sodom ne Gomora). 11 Ɛnna Lot paw Yordan mantam no nyinaa, na otu kɔtenaa apuei fam. Enti wodii mpaapaemu. 12 Abram tenaa Kaanan asaase so, na Lot kɔtenaa nkurow a ɛwɔ Yordan mantam mu no mu.+ Akyiri yi, okosii ne ntamadan wɔ baabi a ɛbɛn Sodom. 13 Ná Sodomfo yɛ nnebɔneyɛfo a wɔyɛ bɔne akɛse tia Yehowa.+

14 Akyiri yi a Lot tew ne ho fii Abram ho no, Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Mesrɛ wo, gyina baabi a wowɔ no na ma w’ani so hwɛ atifi ne anaafo, apuei ne atɔe, 15 efisɛ asaase a w’ani tua yi nyinaa mede bɛma wo ne w’asefo*+ afebɔɔ. 16 Na mɛma w’asefo* ayɛ sɛ asaase so anwea ma enti sɛ obi betumi akan asaase so anwea a, ɛnde obetumi akan w’asefo* nso.+ 17 Sɔre kɔfa asaase no nyinaa so, na hwɛ ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ, efisɛ wo ara na mede bɛma wo.” 18 Enti Abram kɔɔ so tenaa ntamadan mu. Akyiri yi, ɔkɔtenaa baabi a ɛbɛn Mamre+ nnua akɛse a ɛwɔ Hebron+ no, na osii afɔremuka wɔ hɔ maa Yehowa.+

14 Afei bere a na Amrafel di Sinar+ so hene, Ariok di Elasar so, Kedolaoma+ di Elam+ so, na Tidal di Goiim so no, 2 wɔka boom ko tiaa Sodom+ hene Bera, Gomora+ hene Birsa, Adma hene Sinab, Seboiim+ hene Semeber, ne Bela hene, kyerɛ sɛ, Soar hene. 3 Eyinom nyinaa behyiae wɔ Sidim Bon mu,*+ kyerɛ sɛ, Nkyene Po*+ no ho.

4 Ná wɔasom Kedolaoma mfe 12, nanso afe a ɛto so 13 no, wɔtew atua. 5 Enti afe a ɛto so 14 no, Kedolaoma ne ahemfo a wɔka ne ho no dii Refaimfo so nkonim kaa wɔn gui wɔ Asterot-Karnaim, wɔkaa Susimfo gui wɔ Ham, wɔkaa Emimfo+ gui wɔ Sawe-Kiriataim, 6 na wɔkaa Horifo+ gui wɔ wɔn Seir Bepɔw so+ koduu El-Paran a ɛwɔ sare so no. 7 Afei wɔdan wɔn ani baa En-Mispat a ɛne Kades,+ na Amalekfo+ asaase nyinaa ne Amorifo+ a wɔtete Hasason-Tama+ nyinaa nso, wodii wɔn so nkonim.

8 Saa bere yi, Sodom hene, Gomora hene, Adma hene, Seboiim hene, ne Bela hene, kyerɛ sɛ, Soar hene ka boom ne wɔn kɔkoe wɔ Sidim Bon mu.* 9 Wɔn a wɔne wɔn koe no ne Elam hene Kedolaoma, Goiim hene Tidal, Sinar hene Amrafel, ne Elasar hene Ariok.+ Ahemfo baanan yi ne baanum no de sii ani. 10 Sidim Bon mu* no, na amoa pii wɔ hɔ a kootaa taataa mu; na Sodom hene ne Gomora hene yɛe sɛ wɔreguan nanso wɔkɔtotɔɔ ebi mu, na wɔn a wɔaka no guan kɔɔ bepɔw so. 11 Ɛnna ahemfo baanan a wodii nkonim no faa biribiara a ɛwɔ Sodom ne Gomora ne wɔn nnuan nyinaa kɔe.+ 12 Saa bere no, na Abram nuabarima ba Lot te Sodom,+ enti wɔfaa ɔno nso ne n’agyapade kaa ho kɔe.

13 Ɛnna mmarima a woguanee no mu baako kɔbɔɔ Abram a ɔyɛ Hebrini no amanneɛ. Ná wasi ne ntamadan wɔ Amorini Mamre+ nnua akɛse no nkyɛn. Mamre nuanom ne Eskol ne Aner,+ na na wɔn nyinaa ne Abram ayɛ apam sɛ obiara bɛboa ne yɔnko. 14 Enti Abram tee sɛ atamfo abɛkyere ne busuani*+ no kɔ. Ɛnna ɔfaa mmarima 318 a wonim ko, nkoa a wɔwoo wɔn wɔ ne fi, na wotiw wɔn koduu Dan.+ 15 Anadwo no, ɔkyɛɛ ne dɔm no mu, na ɔne wɔn tow hyɛɛ wɔn so dii wɔn so nkonim. Na wotiw wɔn ara koduu Hoba a ɛwɔ Damasko atifi. 16 Ogyee nneɛma a wɔfae no nyinaa, na ogyee ne busuani Lot ne n’agyapade ne mmea ne nnipa a wɔka ho no nso.

17 Bere a Abram dii Kedolaoma ne ahemfo a wɔka ne ho no so nkonim na ɔresan aba no, Sodom hene kohyiaa Abram wɔ Sawe Bon mu,* kyerɛ sɛ, Ɔhene Bon mu.+ 18 Na Salem hene+ Melkisedek+ a ɔyɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn sɔfo+ no brɛɛ no paanoo ne bobesa.

19 Ɛnna ohyiraa no kae sɛ:

“Ɔsorosoroni Nyankopɔn, ɔsoro ne asaase Bɔfo no

Nhyira Abram;

20 Na ayeyi nka Ɔsorosoroni Nyankopɔn;

Ɔno na ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa!”

Na Abram kyɛɛ biribiara mu du maa no baako.+

21 Akyiri yi, Sodom hene ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Fa nnipa* no ma me, na fa nneɛma no.” 22 Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Sodom hene sɛ: “Mema me nsa so ka Ɔsorosoroni Yehowa Nyankopɔn, ɔsoro ne asaase Bɔfo, no ntam sɛ, 23 efi asaawa so kosi mpaboa hama so, meremfa me nsa nka biribiara a ɛyɛ wo de, na woanka sɛ, ‘Me na memaa Abram nyaa ne ho.’ 24 Merennye biribiara nka nea mmerante no adi no ho. Na mmarima a wɔne me kɔe, Aner ne Eskol ne Mamre+ de, ma wɔmfa wɔn kyɛfa.”

15 Eyinom akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Abram wɔ anisoadehu mu sɛ: “Abram, nsuro.+ Meyɛ wo kyɛm.+ W’akatua bɛyɛ kɛse paa.”+ 2 Ɛnna Abram kae sɛ: “Awurade Tumfo Yehowa, dɛn na wode bɛma me? Wo ara wunim sɛ minni ba, na nea obedi m’ade ne Elieser+ a ɔyɛ Damaskoni.” 3 Abram toaa so sɛ: “Wommaa me aseni* biara;+ akoa* a ɔwɔ me fi na obedi m’ade.” 4 Ɛnna Yehowa nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ ɔbarima yi na obedi w’ade, na mmom w’ankasa wo ba* na obedi w’ade.”+

5 Afei ɔde no fii adi na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, ma w’ani so hwɛ soro, na sɛ wubetumi akan nsoromma yi a, kan.” Na ɔkae sɛ: “Saa na w’asefo* bɛyɛ.”+ 6 Ogyee Yehowa dii,+ na Onyankopɔn buu no sɛ ɔyɛ ɔtreneeni.+ 7 Afei ɔka kaa ho sɛ: “Mene Yehowa a ɔde wo fi Kaldeafo kurow Ur mu bae sɛ bɛfa asaase yi.”+ 8 Ɛnna ɔno nso kae sɛ: “Awurade Tumfo Yehowa, dɛn na mede behu sɛ ɛbɛyɛ me de ampa?” 9 Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa nantwi a wadi mfe abiɛsa, apɔnkyebere a wadi mfe abiɛsa, odwennini a wadi mfe abiɛsa, aburuburuw ne aborɔnoma ba brɛ me.” 10 Ɔde ne nyinaa bae na ɔpaapaee wɔn mu abien abien, na ɔde ɔfã biara too hɔ ma ɛne ɔfã foforo dii nhwɛanim, nanso nnomaa no de, wampae wɔn mu. 11 Na nnomaa a wodi nam besisii mmoa no nam so, na sɛ wɔba a, na Abram apam wɔn.

12 Akyiri yi, ɛrekɔ anwummere no, Abram daa hatee na esum kabii a ɛyɛ hu baa no so. 13 Afei ɔka kyerɛɛ Abram sɛ: “Hu sɛ w’asefo* bɛkɔ akɔyɛ ahɔho wɔ obi man so, na ɛhɔfo de wɔn bɛyɛ nkoa na wɔateetee wɔn mfe 400.+ 14 Nanso mebu ɔman a wɔbɛsom wɔn no atɛn,+ na ɛno akyi wɔde agyapade bebree befi hɔ akɔ.+ 15 Wo de, asomdwoe mu na wobɛkɔ akɔka w’agyanom ho, na wubenyin akyɛ ansa na wɔasie wo.+ 16 Nanso awo ntoatoaso a ɛto so anan mu no, w’asefo bɛsan aba ha,+ efisɛ Amorifo bɔne nnya nnuu ne mpɔmpɔnso.”+

17 Bere a owia tɔe na esum kabii bae no, fononoo bi a wusiw fi mu ne ogyatɛn* a ɛredɛw bɛfaa mmoa a wɔapaapae wɔn mu no ntam. 18 Saa da no, Yehowa ne Abram yɛɛ apam,+ na ɔkae sɛ: “Mede asaase yi nyinaa bɛma w’asefo,*+ efi Egypt asubɔnten no ho kosi asubɔnten kɛse Eufrate ho:+ 19 Kenifo+ asaase, Kenisifo asaase, Kadmonfo asaase, 20 Hitifo asaase,+ Perisifo asaase,+ Refaimfo asaase,+ 21 Amorifo asaase, Kaananfo asaase, Girgasifo asaase, ne Yebusifo+ asaase.”

16 Saa bere no, na Abram yere Sarai nwoo ba biara mmaa no,+ nanso na ɔwɔ Egyptni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar.+ 2 Ɛnna Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Mesrɛ wo tie me. Yehowa asiw m’awo ho kwan. Enti mesrɛ wo, wo ne m’abaawa yi nna, na ebia ɔbɛwo ama me.”+ Na Abram tiee Sarai. 3 Enti Sarai de n’abaawa Hagar a ɔyɛ Egyptni no maa ne kunu Abram waree. Saa bere no, na Abram atena Kaanan asaase so mfe du. 4 Na ɔne Hagar dae, na onyinsɛnee. Bere a ohui sɛ wanyinsɛn no, afei de na n’ani nsɔ ne maame a ɔne no te no bio.

5 Ɛnna Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: “M’amanehunu yi nyinaa fi wo. Me ara na mede m’abaawa maa wo;* afei a wahu sɛ wanyinsɛn no, n’ani nsɔ me bio. Yehowa mmu me ne wo ntam atɛn.” 6 Enti Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ: “Hwɛ! W’abaawa no wɔ wo nsam. Nea wopɛ biara, fa yɛ no.” Ɛnna Sarai dii n’ani ara ma oguan fii ne nkyɛn.

7 Akyiri yi, Yehowa bɔfo huu no wɔ abura bi ho wɔ sare so wɔ Sur+ kwan so. 8 Na obisaa no sɛ: “Sarai abaawa Hagar, ɛhe na wufi na ɛhe na worekɔ?” Obuae sɛ: “Mifi me maame Sarai nkyɛn na mereguan.” 9 Afei Yehowa bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “San kɔ wo maame no nkyɛn na kɔbrɛ wo ho ase ma no.”* 10 Ɛnna Yehowa bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mɛma w’asefo* adɔɔso paa, na obiara rentumi nkan wɔn.”+ 11 Yehowa bɔfo no toaa so sɛ: “Seesei woanyinsɛn, na wobɛwo ɔbabarima, na to no din Ismael,* efisɛ amanehunu a worefa mu no, Yehowa ate. 12 Wo ba no bɛyɛ sɛ sare so afurum.* Na ɔbɛko atia obiara, na obiara bɛko atia no; baabi a ɔbɛtena no, ɔne ne nuanom nyinaa bedi nhwɛanim.”*

13 Ɛnna ɔbɔɔ Yehowa a ɔne no kasae no din frɛɛ no kae sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn a wuhu ade ampa.”+ Na ɔkae sɛ: “Enti m’ani paa na mede ahu nea ohu me no?” 14 Ɛno nti wɔfrɛɛ abura no Beer-Lahai-Roi.* (Ɛwɔ Kades ne Bered ntam.) 15 Na Hagar woo ɔbabarima maa Abram, na Abram too ne ba no din Ismael.+ 16 Bere a Hagar woo Ismael no, na Abram adi mfe 86.

17 Bere a Abram dii mfe 99 no, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no kae sɛ: “Mene ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn. Nantew m’akwan so, na mma asɛm biara mmma wo ho.* 2 Mɛma apam a me ne wo ayɛ no aba mu,+ na mɛma w’asefo adɔɔso papaapa.”+

3 Ɛnna Abram de n’anim butuw fam, na Onyankopɔn toaa so ka kyerɛɛ no sɛ: 4 “Hwɛ, me na me ne wo ayɛ apam;+ wobɛyɛ aman pii agya.+ 5 Wɔremfrɛ wo Abram* bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Abraham* efisɛ mɛma woayɛ aman pii agya. 6 Mɛma w’ase atrɛw kɛse paa na mɛma woayɛ aman, na ahemfo befi wo mu aba.+

7 “Na mɛma apam a me ne wo ne w’aseni* ayɛ no atena hɔ+ sɛ daa apam de akosi awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa so, na wo ne w’aseni* a obedi w’akyi aba nyinaa, mɛyɛ mo Nyankopɔn. 8 Kaanan asaase a wobɛsoɛɛ so sɛ ɔhɔho no,+ mede ne nyinaa bɛma wo ne w’asefo* a wobedi w’akyi aba no sɛ mo agyapade daa; na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn.”+

9 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham bio sɛ: “Di m’apam so, wo ne w’asefo* ne wɔn awo ntoatoaso a wobedi akyi aba nyinaa. 10 Apam a me ne wo ayɛ a wo ne w’asefo* a wobedi w’akyi aba nyinaa bedi so no ni: Mo mu ɔbarima biara ntwa twetia.*+ 11 Muntwa twetia na ɛnyɛ apam a me ne mo ayɛ no ho sɛnkyerɛnne.+ 12 Mo awo ntoatoaso nyinaa mu no, sɛ mo mu ɔbarima biara di nnawɔtwe a, wɔwoo no wo fi oo, ɔnyɛ w’aseni* nanso wode sika tɔɔ no fii ɔhɔho hɔ oo, muntwa no twetia.+ 13 Ɛsɛ sɛ ɔbarima biara a wɔawo no wo fi ne obiara a wode sika atɔ no no twa twetia;+ na m’apam ho sɛnkyerɛnne a ɛwɔ mo honam mu yi bɛyɛ daa apam. 14 Ɔbarima biara a wontwaa no twetia no, saa onipa* no, sɛ wantwa twetia a, wonkum no.* Wabu m’apam so.”

15 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Wo yere Sarai*+ nso, mfrɛ no Sarai bio, efisɛ afei de wɔbɛfrɛ no Sara.* 16 Mehyira no na mama wawo ɔbabarima nso ama wo;+ mehyira no na mama wayɛ aman; na n’asefo bɛyɛ ahemfo.” 17 Na Abraham tee no, ɔde n’anim butuw fam serewee, na ɔkae wɔ ne komam sɛ:+ “Ɔbarima a wadi mfe 100 betumi anya ɔba, na Sara nso, ɔbea a wadi mfe 90 no bɛwo anaa?”+

18 Enti Abraham ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn no sɛ: “Minyae a, anka woahyira Ismael!”+ 19 Ɛnna Onyankopɔn kae sɛ: “Hu sɛ wo yere Sara bɛwo ɔbabarima ama wo, na to no din Isak.*+ Mɛma me ne n’apam agyina, na ayɛ daa apam ama n’asefo.*+ 20 Na w’abisade a ɛfa Ismael ho no nso, mate. Hwɛ, mehyira no ama n’ase atrɛw na n’asefo ayɛ pii. Mpanyimfo 12 befi ne mu aba, na mɛma wayɛ ɔman kɛse.+ 21 Nanso m’apam no de, ɛbɛba mu wɔ Sara ba Isak+ a ɔbɛwo no afe sesɛɛ no so.”+

22 Bere a Onyankopɔn ne Abraham kasa wiei no, ogyaw no hɔ kɔɔ soro. 23 Ɛnna Abraham faa ne ba Ismael ne mmarima a wɔwoo wɔn wɔ ne fi no nyinaa ne obiara a ɔde sika tɔɔ no, ɔbarima biara a ɔwɔ Abraham fi, na otwaa wɔn twetia saa da no ara sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no.+ 24 Wotwaa Abraham twetia+ no, na wadi mfe 99. 25 Na ne ba Ismael nso, bere a wotwaa no twetia no, na wadi mfe 13.+ 26 Enti saa da no ara na wotwaa Abraham ne ne ba Ismael nyinaa twetia. 27 Ne fi mmarima nyinaa, wɔn a wɔwoo wɔn ofie hɔ ne wɔn a ɔde sika tɔɔ wɔn fii ahɔho hɔ nyinaa nso, wotwaa wɔn twetia.

18 Akyiri yi, bere a ɔte ne ntamadan ano awia ketee a wim ayɛ hyew no, Yehowa+ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ Mamre nnua akɛse+ no mu. 2 Ɔmaa n’ani so no, n’ani bɔɔ mmarima baasa so sɛ wogyinagyina akyirikyiri.+ Bere a ohuu wɔn no, otuu mmirika fii ntamadan no ano kohyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase. 3 Ɛnna ɔkae sɛ: “Yehowa, sɛ manya w’anim dom a, mesrɛ wo, ntwa w’akoa ho nkɔ. 4 Mesrɛ mo, momma wɔmfa nsu kakra mmɛhohoro mo nan ho,+ na monhome wɔ dua yi ase. 5 Moanya aba mo akoa nkyɛn yi de, momma mempɛ paanoo sin bi mma mo nni na munnwudwo mo ho.* Muwie a afei mubetumi akɔ mo kwan.” Ɛnna wɔkae sɛ: “Yɛate. Yɛ sɛnea woaka no.”

6 Enti Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ Sara nkyɛn wɔ ntamadan no mu, na ɔkae sɛ: “Yɛ ntɛm! Fa esiam muhumuhu susukuruwa* abiɛsa na fɔtɔw fa yɛ paanoo.” 7 Ɛno akyi no, Abraham tuu mmirika kɔɔ ne mmoa mu kɔkyeree nantwi ba kama a ne nam yɛ mmerɛw de no maa n’akoa, na ɔno nso siesiee no ntɛm. 8 Afei ɔde bɔta ne nufusu ne nantwi ba a ɔde ayɛ aduan no besii wɔn anim. Na wɔredidi nyinaa na ogyina wɔn nkyɛn wɔ dua no ase.+

9 Afei wobisaa no sɛ: “Wo yere Sara+ wɔ he?” Na obuae sɛ: “Ɔwɔ ntamadan no mu.” 10 Enti wɔn mu baako kae sɛ: “Afe sesɛɛ mɛsan aba wo nkyɛn saa bere yi, na ebedu hɔ no na wo yere Sara awo ɔbabarima.”+ Bere a ɔrekasa nyinaa na Sara wɔ ntamadan no kwan ano wɔ ɔbarima no akyi retie. 11 Ná Abraham ne Sara nyinaa anyinyin,+ na na wɔn mfe akɔ anim. Ná Sara anyin dodo sɛ obetumi awo.*+ 12 Enti Sara fii ase serewee ne mu sɛ: “Saa bere yi a mabɔ aberewa na me wura nso abɔ akwakoraa yi, metumi anya saa anigye yi?”+ 13 Ɛnna Yehowa bisaa Abraham sɛ: “Dɛn nti na Sara serew kae sɛ, ‘Mabɔ aberewa yi, ɛbɛyɛ dɛn koraa na matumi awo ba?’ 14 Biribi wɔ hɔ a ɛboro Yehowa so anaa?+ Afe sesɛɛ mɛsan aba wo nkyɛn saa bere yi, na ebedu hɔ no na Sara awo ɔbabarima.” 15 Nanso na Sara suro, enti ɔkae sɛ: “Manserew!” Ɛnna ɔkae sɛ: “Daabi, woserewee.”

16 Mmarima no sɔree sɛ wɔrekɔ, na Abraham gyaa wɔn kwan koduu baabi, na wɔtoo wɔn ani no, wohuu Sodom.+ 17 Yehowa kae sɛ: “Nea merebɛyɛ yi, adɛn nti na ɛsɛ sɛ mede sie Abraham?+ 18 Hwɛ, ɔkwan biara so Abraham bɛyɛ ɔman kɛse a ɛyɛ den, na aman nyinaa nam no so benya nhyira.*+ 19 Me ne no anantew sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne mma ne ne fifo a wɔbɛba akyiri yi afa Yehowa akwan so,+ na wɔayɛ nea ɛteɛ abu atɛntrenee. Ɛno bɛma Yehowa adi ɛbɔ a wahyɛ Abraham no so.”

20 Afei Yehowa kae sɛ: “Osũ ne nteɛm a Sodom ne Gomora ama aba no ano yɛ den,+ na wɔn bɔne nso mu yɛ duru papaapa.+ 21 Mɛkɔ akɔhwɛ sɛ osũ ne nteɛm a mate no, saa na wɔreyɛ anaa, na sɛ ɛnte saa nso a mehu.”+

22 Ɛnna mmarima no fii hɔ de wɔn ani kyerɛɛ Sodom; nanso Yehowa+ de, na ɔda so wɔ Abraham nkyɛn. 23 Afei Abraham twiw bɛn Onyankopɔn, na obisaa no sɛ: “Enti ampa ara sɛ wobɛpra atreneefo aka abɔnefo ho?+ 24 Fa no sɛ atreneefo 50 na wɔwɔ kurow no mu. Wubebu w’ani agu atreneefo 50 no so na woasɛe kurow no nyinaa a worenhu wɔn mmɔbɔ? 25 Worentumi nni asɛm a ɛte saa da! Worenkum ɔtreneeni nka ɔbɔnefo ho mma enwie ɔtreneeni sɛ ɔbɔnefo.+ Worentumi nyɛ saa da.+ Asaase nyinaa Temmufo no renyɛ nea ɛteɛ anaa?”+ 26 Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Sɛ mihu atreneefo 50 wɔ Sodom kurow no mu a, wɔn nti mehu kurow no nyinaa mmɔbɔ.” 27 Nanso Abraham kae sɛ: “Mesrɛ wo, meyɛ dɔte ne nsõ, nanso meremia m’ani ne Yehowa akasa. 28 Fa no sɛ aka nnipa baanum ansa na adu atreneefo 50. Nnipa baanum a afi so no nti wobɛsɛe kurow no nyinaa?” Ɛnna ɔkae sɛ: “Sɛ minya nnipa 45 wɔ hɔ a merensɛe no.”+

29 Ɔsan ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa no sɛ 40 na wɔwɔ hɔ.” Ɛnna ɔkae sɛ: “Nnipa 40 no nti merensɛe no.” 30 Ɔtoaa so sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo meresan akasa bio, na mma wo bo mmfuw me:+ Fa no sɛ atreneefo 30 na wɔwɔ hɔ.” Ɛnna ɔkae sɛ: “Sɛ minya 30 wɔ hɔ a, merensɛe no.” 31 Nanso ɔtoaa so sɛ: “Mesrɛ wo oo, meremia m’ani ne Yehowa akasa bio: Fa no sɛ 20 na wɔwɔ hɔ.” Ɛnna ɔkae sɛ: “Nnipa 20 no nti merensɛe no.” 32 Afei ɔkae sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo mma wo bo mmfuw me, na ma menka nea etwa to yi: Fa no sɛ atreneefo du na wɔwɔ hɔ.” Ɛnna ɔkae sɛ: “Edu no nti merensɛe no.” 33 Bere a Yehowa ne Abraham kasa wiei no, ɔkɔe+ na Abraham nso san baa ne fi.

19 Abɔfo baanu no koduu Sodom anwummere, na na Lot te Sodom kurow no pon ano. Lot huu wɔn no, ɔsɔre kohyiaa wɔn de n’anim butuw fam.+ 2 Na ɔkae sɛ: “Me wuranom, mesrɛ mo, momman mmra mo akoa fi mmɛda ha anadwo yi na wɔnhohoro mo nan ho, na ade kye a moasɔre ntɛm atoa mo akwantu so.” Ɛnna wɔkae sɛ: “Daabi, yɛbɛda abɔnten anadwo yi.” 3 Nanso ɔne wɔn kae ara maa wɔne no kɔɔ fie. Na ɔtow wɔn pon; ɔtõõ paanoo a mmɔkaw* nnim maa wɔn, na wodii.

4 Wonnya nkɔɔ kɛtɛ so no, Sodom kurow no mu mmarima betwaa ofi no ho hyiae, efi mmarimaa so kosi nkwakoraa so, nnipa a wɔwɔ hɔ nyinaa bɔɔ twi bae. 5 Na wɔteɛteɛm guu Lot so sɛ: “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi no wɔ he? Fa wɔn bra na yɛne wɔn nna.”+

6 Ɛnna Lot pue kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ ɔpon no ano, na ɔtoo pon no mu wɔ n’akyi. 7 Na ɔkae sɛ: “Me nuanom, mesrɛ mo, munnni amumɔyɛsɛm saa. 8 Mesrɛ mo, mewɔ mma mmea baanu a ɔbarima biara ne wɔn nnae da. Momma memfa wɔn mmrɛ mo na monyɛ wɔn nea mopɛ biara. Na mmarima yi de, mommfa mo nsa nnka wɔn, efisɛ wɔabɛhyɛ me nwini* ase.”+ 9 Ɛnna wɔkae sɛ: “Twe wo ho!” Na wɔtoaa so sɛ: “Ɔhɔho a ɔreba ha no na obiara nka ne ho yi na ɔrebebu yɛn atɛn? Nea yɛde rebɛyɛ wo koraa bɛkyɛn wɔn de.” Na wɔn nyinaa baa Lot so. Ná wɔpɛ sɛ wobu ɔpon no kɔ mu. 10 Enti mmarima a wɔwɔ ofi no mu no soo Lot mu twee no baa dan no mu, na wɔtoo pon no mu. 11 Na wɔmaa mmarima a wogyinagyina ɔpon no ano no ani furafurae, efi akumaa so kosi ɔkɛse so, na wɔhwehwɛɛ ofi no ano kwan ara nso wɔanhu.

12 Afei mmarima no bisaa Lot sɛ: “Wowɔ obi ka wo ho wɔ ha? Sɛ w’ase, wo mma mmarima, wo mma mmea anaa wo busuani biara wɔ kurow yi mu a, yi wɔn fi ha! 13 Na yɛrebɛsɛe ha, efisɛ osũ ne nteɛm a wɔama aba no ano ayɛ den Yehowa anim,+ enti Yehowa asoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe kurow yi.” 14 Enti Lot fii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mma mmea no kɔkasae; ɔkae ara sɛ: “Monsɔre! Mumfi ha, efisɛ Yehowa rebɛsɛe kurow yi!” Nanso ne nsenom no faa no sɛ nea ɔreyi nsɛnkwaa.+

15 Bere a ade reyɛ akye no, abɔfo no ani beree Lot so sɛ: “Sɔre! Fa wo yere ne wo mma mmea baanu a wɔwɔ ha no na wɔansɛe wo anka kurow a wɔn amumɔyɛ nti wɔrebɛsɛe wɔn no ho!”+ 16 Bere a ɔretwentwɛn ne nan ase no, Yehowa mmɔborɔhunu nti,+ mmarima no susoo ɔne ne yere ne ne mma mmea baanu no nsa de wɔn pue kɔɔ kurow no akyi.+ 17 Bere a wɔde wɔn duu kurow no akyi ara pɛ, wɔn mu baako kae sɛ: “Munguan mpere mo nkwa!* Monnhwɛ mo akyi+ na munnnyina ɔmantam+ yi mu baabiara! Munguan nkɔ bepɔw no so na wɔansɛe mo!”

18 Ɛnna Lot ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo, mma me nnkɔ hɔ! 19 W’akoa anya w’anim dom, na woregye me nkwa*+ de ada ayamye kɛse* adi akyerɛ me. Nanso mesrɛ wo, merentumi nguan nkɔ bepɔw so hɔ, efisɛ misuro sɛ anhwɛ a na asiane bi akosiane me ma mawu.+ 20 Kurow yi bɛn, na metumi aguan akɔ hɔ; ɛhɔ sua. Mesrɛ wo, ma minguan nkɔ hɔ na minnya nkwa;* ɛhɔ sua.” 21 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mate. Eyi mu nso mehu wo mmɔbɔ;+ merensɛe kurow a woaka ho asɛm no.+ 22 Yɛ ntɛm! Guan kɔ hɔ, efisɛ wunnuu hɔ a merenyɛ hwee!”+ Ɛno nti ɔtoo kurow no din Soar.*+

23 Lot duu Soar no, na owia apue asaase no so. 24 Afei Yehowa maa sɔfe* ne ogya tɔ fii soro; efi Yehowa nkyɛn beguu Sodom ne Gomora so.+ 25 Enti ɔsɛee nkurow yi ne ɔmantam no nyinaa, ne nnipa a wɔwɔ nkurow no mu ne asaase no so afifide nyinaa.+ 26 Nanso Lot yere a na odi n’akyi no twaa n’ani hwɛɛ n’akyi, na ɔdan nkyene siw.+

27 Ɛno akyi no, Abraham sɔree anɔpatutuutu kɔɔ faako a ogyinae ne Yehowa kasae no.+ 28 Bere a ɔmaa n’ani so hwɛɛ baabi a Sodom ne Gomora ne ɔmantam no nyinaa gu no, ɔnkɔhwɛ a, ewim na ayɛ wusiw kumɔnn te sɛ fononoo* mu wusiw yi!+ 29 Enti bere a Onyankopɔn resɛe nkurow a ɛwɔ ɔmantam no mu hɔ no, Onyankopɔn kaee Abraham, na ɔmaa Lot fii baabi a ɔte, nkurow a ɔsɛee no no mu.+

30 Akyiri yi, Lot tu fii Soar na ɔne ne mma mmea no kɔtenaa bepɔw so,+ efisɛ na osuro sɛ ɔbɛtena Soar.+ Enti ɔne ne mma mmea baanu no kɔtenaa ɔbodan bi mu. 31 Na panyin no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ: “Yɛn papa abɔ akwakoraa na ɔbarima biara nni asaase yi so a ɔne yɛn bɛda sɛnea wɔyɛ wɔ asaase so baabiara no. 32 Bra na yɛmma yɛn papa nsã* nnom na yɛne no nna na yɛne no nwo mma.”

33 Enti saa anadwo no, wɔmaa wɔn papa nsã* pii nomee; ɛnna ɔpanyin no ne no kɔdae, nanso papa no anhu bere a ɔbɛdaa hɔ ne bere a ɔsɔree. 34 Ade kyee no, ɔpanyin no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ: “Hwɛ, me ne me papa dae nnɛra anadwo. Ma yɛmma no nsã nnom anadwo yi nso na wo ne no nkɔda, na yɛne no nwo mma.” 35 Enti saa anadwo no nso wɔmaa wɔn papa nsa pii nomee; ɛnna akumaa no ne no kɔdae, nanso papa no anhu bere a ɔbɛdaa hɔ ne bere a ɔsɔree. 36 Enti Lot mma mmea baanu no ne wɔn papa nyinsɛnee. 37 Ɔpanyin no woo ɔbabarima na ɔtoo no din Moab.+ Ɔno ne Moabfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no agya.+ 38 Akumaa no nso woo ɔbabarima na ɔtoo no din Ben-Ami. Ɔno ne Ammonfo+ a wɔwɔ hɔ nnɛ no agya.

20 Na Abraham tu kɔɔ+ Negeb asaase so kɔtenaa Kades+ ne Sur+ ntam. Bere a Abraham te* Gerar+ no, 2 ɔkaa ne yere Sara ho asɛm bio sɛ: “Ɔyɛ me nuabea.”+ Enti Gerar hene Abimelek soma ma wɔkɔfaa Sara brɛɛ no.+ 3 Ɛnna Onyankopɔn baa Abimelek nkyɛn anadwo wɔ dae mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbea a woakɔfa no yi, woawu awie,+ efisɛ ɔyɛ obi yere.”+ 4 Nso na Abimelek mfaa ne ho nkaa no.* Na ɔkae sɛ: “Yehowa, enti worebekum ɔman a wɔn ho nni asɛm?* 5 Ɛnyɛ ɔno ara na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabea’? Na ɔbea no nso anka sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabarima’? Me komam fitaa; ɛnyɛ adwemmɔne na mede yɛɛ saa.” 6 Ɛnna nokware Nyankopɔn no ka kyerɛɛ no wɔ dae no mu sɛ: “Minim sɛ wo komam fitaa na woyɛɛ saa, enti na masiw wo kwan na woanyɛ bɔne antia me. Ɛno nti na mamma woamfa wo ho anka no no. 7 Afei fa ɔbea no kɔma ne kunu,+ efisɛ ɔbarima no yɛ odiyifo, na ɔbɛsrɛ ama wo+ na woanwu. Na sɛ woamfa no ankɔ a, kae hu sɛ wo ne wo fifo nyinaa, owu na mubewu.”

8 Abimelek sɔree anɔpatutuutu frɛfrɛɛ ne nkoa nyinaa, na ɔkaa nea asi nyinaa kyerɛɛ wɔn. Na wɔbɔɔ hu paa. 9 Afei Abimelek frɛɛ Abraham na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dɛn na wode ayɛ yɛn yi? Dɛn koraa na mayɛ wo a wode bɔne kɛse yi aba me ne m’ahenni so yi? Nea wode ayɛ me yi nye.” 10 Na Abimelek san bisaa Abraham sɛ: “Dɛn koraa na ɛbaa wo tirim a enti woyɛɛ saa?”+ 11 Ɛnna Abraham kae sɛ: “Mekae wɔ me tirim sɛ, ‘Onyankopɔn ho suro paa de, ebi nni ha, na anhwɛ a me yere nti wobekum me.’+ 12 Na ɔyɛ me nuabea nso ampa, ɔyɛ me papa ba, nanso ɔnyɛ me maame ba; ɛnna ɔbɛyɛɛ me yere.+ 13 Bere a Onyankopɔn ma mifii me papa fi dii atutena+ no, meka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɔdɔ a enni huammɔ a mepɛ sɛ woda no adi kyerɛ me ni: Baabiara a yɛbɛkɔ no ka sɛ meyɛ wo nuabarima.’”+

14 Afei Abimelek maa Abraham nguan ne anantwi ne nkoa ne mfenaa, na ɔde ne yere Sara san maa no. 15 Abimelek kae nso sɛ: “M’asaase na ɛda w’anim yi, tena baabiara a wopɛ.” 16 Na ɔka kyerɛɛ Sara nso sɛ: “Merema wo nuabarima no nnwetɛbona 1,000.+ Eyi na mede rekyerɛ sɛ wo ho nguu fĩ* wɔ wɔn a wɔka wo ho nyinaa ne obiara anim; wo ho nni asɛm biara.” 17 Na Abraham bɔɔ nokware Nyankopɔn no mpae; na Onyankopɔn saa Abimelek ne ne yere ne ne mfenaa yare, na wofii ase woo mma. 18 Nea ɛwom ne sɛ, Abraham yere Sara nti, na Yehowa ama mmea a wɔwɔ Abimelek fi nyinaa ntumi nwo.*+

21 Yehowa twaa n’ani bɛhwɛɛ Sara sɛnea ɔkae no, na ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Sara no, odii so pɛpɛɛpɛ.+ 2 Enti Abraham nkwakoraabere mu no, Sara nyinsɛnee,+ na ɔwoo ɔbabarima maa no wɔ bere a Onyankopɔn hyɛe no ara mu.+ 3 Abraham too abofra a ɔne Sara woo no no din Isak.+ 4 Bere a Abraham ba Isak nyaa nnawɔtwe no, otwaa no twetia* sɛnea Onyankopɔn kae sɛ ɔnyɛ no.+ 5 Abraham woo ne ba Isak no, na wadi mfe 100. 6 Ɛnna Sara kae sɛ: “Onyankopɔn ama maserew. Na obiara a ɔbɛte no ne me bɛserew.”* 7 Ɔtoaa so sɛ: “Hena na anka ɔbɛka akyerɛ Abraham sɛ, ‘Sara bɛma nufu’? Nanso hwɛ sɛ ne nkwakoraabere mu, mawo ama no.”

8 Na abofra no nyinii, na wotwaa no nufu; da a wotwaa Isak nufu no, Abraham tow pon kɛse. 9 Afei Sara hui sɛ ɛyɛ a na abofra a Egyptni Hagar+ woo no maa Abraham no redi Isak ho fɛw.+ 10 Enti ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Pam abaawa yi ne ne ba no, na ɛnyɛ abaawa yi ba ne me ba Isak na ɛbɛbom adi ade!”+ 11 Nanso Abraham ba no ho asɛm a ne yere kae no anyɛ no dɛ koraa.+ 12 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Mma abarimaa no ne w’abaawa ho asɛm a Sara reka no nnhaw wo. Tie no,* efisɛ nea wɔbɛfrɛ no w’aseni* no nam Isak so na ɔbɛba.+ 13 W’abaawa no ba+ no nso, mɛma wayɛ ɔman,+ efisɛ ɔyɛ w’aseni.”*

14 Enti Abraham sɔree ahemanakye faa paanoo ne nsu kotoku* a nsu wom de maa Hagar, na ɔde sii ne kɔn ho, na ɔde abarimaa no kaa no ho gyaa no kwan.+ Na ɔkɔe kokyinkyinii Beer-Seba+ sare so. 15 Eduu baabi no, na nsu a ɛwɔ kotoku no mu asa, na ogyaw abofra no wɔ wura kusuu bi mu. 16 Ɛnna ɔtew ne ho* kɔpɛɛ baabi tenae, na ɔkae sɛ: “Mma minnhu abofra yi wu.” Enti ɔtenaa nkyɛn baabi maa ne nne so sui na ɔtew nisu.

17 Ɛnna Onyankopɔn tee abofra no nne,+ na Onyankopɔn bɔfo fi soro teɛɛm frɛɛ Hagar sɛ:+ “Hagar, dɛn na ɛreyɛ wo? Nsuro, na Onyankopɔn ate abofra no nne wɔ faako a ɔwɔ no. 18 Sɔre, ma abofra no so na so ne mu yiye, efisɛ mɛma wayɛ ɔman kɛse.”+ 19 Afei Onyankopɔn buee n’ani ma ohuu asubura bi, na ɔkɔsaw nsu guu kotoku no mu maa abofra no bi nomee. 20 Na Onyankopɔn dii abofra no+ akyi bere a ɔrenyin no. Ɔtenaa sare so, na ɔbɛyɛɛ agyantofo. 21 Ɔkɔtenaa Paran sare so,+ na ne maame kɔwaree ɔbea fi Egypt asaase so brɛɛ no.

22 Saa bere no, Abimelek ne ne sahene Pikol bɛka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Onyankopɔn di w’akyi wɔ nea woreyɛ nyinaa mu.+ 23 Enti ka Onyankopɔn ntam sɛ worennaadaa me ne me mma ne m’asefo; na sɛnea mada ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ wo no, saa ara na wobɛyɛ me ne asaase a woabɛsoɛ so yi.”+ 24 Na Abraham kae sɛ: “Meka ntam.”

25 Nanso na Abimelek nkoa de anuɔden agye asubura bi,+ enti Abraham kaa ho asɛm kyerɛɛ no. 26 Abimelek buae sɛ: “Minnim wɔn a wodii saa dwuma yi, na wonkaa ho asɛm nso nkyerɛɛ me; ɛnyɛ nnɛ a, anka mentee.” 27 Ɛnna Abraham maa Abimelek nguan ne anantwi na wɔn baanu no yɛɛ apam. 28 Bere a Abraham yii nguan mma abere ason gyinaa nkyɛn no, 29 Abimelek bisaa Abraham sɛ: “Dɛn nti na woayi nguan mma abere ason yi agyina nkyɛn?” 30 Ɛnna ɔkae sɛ: “Gye nguan mma abere ason yi me nsam, na ɛnyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ me na mituu saa abura yi.” 31 Ɛno nti na ɔfrɛɛ hɔ Beer-Seba*+ no, efisɛ ɛhɔ na wɔn baanu nyinaa kaa ntam. 32 Enti wɔyɛɛ apam+ wɔ Beer-Seba, na wowiei no, Abimelek ne ne sahene Pikol sɔre san kɔɔ Filistifo+ asaase so. 33 Ɛno akyi no, oduaa tamarisk dua wɔ Beer-Seba, na ɔbɔɔ Yehowa a ɔyɛ mmeresanten Nyankopɔn+ no din frɛɛ no wɔ hɔ.+ 34 Na Abraham tenaa* Filistifo asaase so kyɛe.*+

22 Akyiri yi, nokware Nyankopɔn no sɔɔ Abraham hwɛe.+ Ɔbɔɔ ne din frɛɛ no sɛ: “Abraham!” Na ogyee so sɛ: “Mini!” 2 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo ba koro a wodɔ no,+ Isak,+ kɔ Moria+ asaase so kɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ mmepɔw no baako a mɛkyerɛ wo so.”

3 Enti Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ n’afurum, na ɔfaa ne nkoa baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Ɔpaapaee anyina a ɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre no, na osiim kɔɔ faako a nokware Nyankopɔn no kyerɛɛ no no. 4 Ɛda a ɛto so abiɛsa no, Abraham maa n’ani so, na ohuu beae no wɔ akyirikyiri. 5 Afei Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: “Mo ne afurum no ntwɛn wɔ ha, na me ne abofra no rekɔ hɔ akɔsom na yɛasan aba mo nkyɛn.”

6 Ɛnna Abraham de anyina a ɔde bɛsɔ ogya abɔ ɔhyew afɔre no soaa ne ba Isak, na ɔfaa ogya* ne sekan kurae, na wɔn baanu siim kɔe. 7 Afei Isak frɛɛ ne papa Abraham sɛ: “Papa!” Na ogyee so sɛ: “Me ba, mini!” Na ɔkae sɛ: “Ogya ne anyina ni, na oguan a yɛde bɛbɔ ɔhyew afɔre no wɔ he?” 8 Ɛnna Abraham kae sɛ: “Me ba, Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛ oguan a yɛde bɛbɔ ɔhyew afɔre no.”+ Na wɔn baanu toaa so kɔe.

9 Bere a wokoduu faako a nokware Nyankopɔn no kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔremuka wɔ hɔ, na ɔhyehyɛɛ anyina no wɔ so. Afei ɔkyekyeree ne ba Isak nsa ne ne nan, na ɔde no too anyina no so wɔ afɔremuka no so.+ 10 Afei Abraham teɛɛ ne nsa twee sekan no sɛ ɔrebekum ne ba no.+ 11 Ɛnna Yehowa bɔfo fi soro frɛɛ no sɛ: “Abraham, Abraham!” Na ogyee so sɛ: “Mini!” 12 Na ɔkae sɛ: “Mfa wo nsa nka abofra no; nyɛ no hwee. Afei na mahu sɛ wusuro Onyankopɔn, efisɛ woamfa wo ba koro no ankame me.”+ 13 Ɛnna Abraham maa n’ani so hwɛɛ ne ntentenso, na ohuu odwennini bi a ne mmɛn aka ɔdɔtɔ* mu. Enti Abraham koyii no de no sii ne ba no ananmu bɔɔ ɔhyew afɔre. 14 Na Abraham frɛɛ hɔ Yehowa-Yire.* Eyi nti na nnɛ yi nyinaa wɔka sɛ: “Yehowa bɛkyerɛ wɔ ne bepɔw so”+ no.

15 Yehowa bɔfo fi soro frɛɛ Abraham ne mprenu so, 16 na ɔkae sɛ: “Yehowa asɛm ni: ‘Esiane sɛ woayɛ eyi na woamfa wo ba koro no ankame me+ nti, meka me ho ntam sɛ,+ 17 ɔkwan biara so mehyira wo, na ɔkwan biara so mɛma w’aseni* ayɛ bebree te sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea;+ na w’aseni* bɛfa n’atamfo nkurow apon.*+ 18 Ɛnam w’aseni*+ so na asaase so aman nyinaa benya nhyira, efisɛ woatie me nne.’”+

19 Afei Abraham san baa ne nkoa no nkyɛn, na wosiim kɔɔ Beer-Seba;+ na Abraham kɔɔ so tenaa Beer-Seba.

20 Eyinom akyi no, wɔbɛbɔɔ Abraham amanneɛ sɛ: “Hwɛ, Milka nso awo mma ama wo nua Nahor:+ 21 Ne ba panyin Us, ne ne nua Bus, ne Kemuel a ɔyɛ Aram agya, 22 ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf, ne Betuel.”+ 23 Betuel nso woo Rebeka.+ Mmarima baawɔtwe yi na Milka woo wɔn maa Abraham nua Nahor. 24 Ne mpena* a wɔfrɛ no Reuma no nso woo Teba, Gaham, Tahas, ne Maaka.

23 Sara dii mfe 127; nna a Sara de tenaa asaase so nyinaa nen.+ 2 Sara wui wɔ Kiriat-Arba,+ anaa Hebron,+ wɔ Kaanan asaase so,+ na Abraham gyam Sara na osuu no. 3 Afei Abraham sɔre fii ne yere amu no ho, na ɔkɔka kyerɛɛ Het+ asefo no sɛ: 4 “Meyɛ ɔhɔho ne otubrafo a mabɛsoɛ mo mu.+ Momma me amusiei wɔ mo nkyɛn ha na minsie me yere amu.” 5 Ɛnna Het asefo no buaa Abraham sɛ: 6 “Me wura, tie yɛn. Woyɛ obirɛmpɔn* a Onyankopɔn apaw wo wɔ yɛn mu.+ Wubetumi asie wo yere amu wɔ yɛn amusiei no fã biara a eye ma wo. Yɛn mu biara remfa n’amusiei nkame wo sɛ nsie wo yere amu.”

7 Afei Abraham sɔre bɔɔ ne mu ase wɔ Het+ asefo a wɔte asaase no so no anim, 8 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mopene so* sɛ minsie me yere amu a, ɛnde muntie me na monsrɛ Sohar ba Efron 9 sɛ ɔmfa ɔbodan a ɛwɔ Makpela a ɛda n’asaase ano no mma me ntɔ. Sɛnea asaase no bo te biara, ɔmfa mma me na onnye ho dwetɛ sika nyinaa+ wɔ mo anim na minnya baabi mfa nyɛ amusiei.”+

10 Saa bere no, na Efron ne Het asefo no na ɛwɔ hɔ. Enti Hitini Efron buaa Abraham, na Het asefo no ne obiara a ɔnam kurow no pon ano tee.+ Ɔkae sɛ: 11 “Daabi, me wura! Tie me. Mede asaase no ne ɔbodan a ɛwɔ so no nyinaa ama wo. Mede ma wo wɔ me manfo nyinaa anim. Sie wo yere amu wɔ hɔ.” 12 Ɛnna Abraham bɔɔ ne mu ase wɔ ɔmanfo no anim, 13 na ɔka kyerɛɛ Efron wɔ ɔmanfo no anim sɛ: “Mesrɛ wo tie me. Metua asaase no ho dwetɛ sika nyinaa ama wo. Gye, na matumi asie me yere amu wɔ hɔ.”

14 Ɛnna Efron buaa Abraham sɛ: 15 “Me wura, tie. Asaase a ne bo yɛ nnwetɛbona* 400 de, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛyɛ me ne wo ntam asɛm? Kosie wo yere amu no.” 16 Abraham tiee Efron na ɔkarii sika a Efron bɔɔ din wɔ Het asefo anim no maa no, nnwetɛbona* 400 sɛnea aguadifo kari no.+ 17 Afei Efron asaase a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamre no ne ɛso ɔbodan ne nnua nyinaa, fi ti kosi ti, 18 bedii Abraham nsam, na ɛbɛyɛɛ n’agyapade wɔ Het asefo ne wɔn a wɔnam kurow no pon ano nyinaa anim. 19 Ɛnna Abraham siee ne yere Sara wɔ ɔbodan mu wɔ Makpela asaase so baabi a ɛbɛn Mamre, kyerɛ sɛ, Hebron a ɛwɔ Kaanan asaase so. 20 Enti Het asefo no de asaase no ne ɔbodan a ɛwɔ so no nyinaa maa Abraham sɛ amusiei.+

24 Afei, na Abraham mfe akɔ anim na wabɔ akwakoraa, na na Yehowa ahyira Abraham wɔ biribiara mu.+ 2 Abraham ka kyerɛɛ n’akoa panyin a ɔhwɛ ne fi nneɛma nyinaa so+ no sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo nsa hyɛ me srɛ ase.* 3 Mepɛ sɛ woka Yehowa, ɔsoro ne asaase Nyankopɔn no ntam sɛ Kaananfo a mete wɔn asaase so yi, worenware wɔn babea biara mma me ba.+ 4 Mmom kɔ me kurom ne m’abusuafo+ nkyɛn kɔware ɔbea ma me ba Isak.”

5 Ɛnna akoa no bisaa no sɛ: “Na sɛ ɔbea no mpɛ sɛ ɔne me ba kurom ha nso ɛ? Metumi de wo ba no akɔ asaase a wufi so bae no so?”+ 6 Na Abraham ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ na woamfa me ba no ankɔ hɔ.+ 7 Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn a ɔfaa me fii me papa fi ne m’abusuafo asaase so+ no, ɔno na ɔkaa me ntam+ sɛ: ‘W’asefo*+ na mede asaase yi bɛma wɔn.’+ Ɔbɛma ne bɔfo adi w’anim,+ na minim paa sɛ wubenya ɔbea afi hɔ abrɛ me ba no.+ 8 Na sɛ ɔbea no mpɛ sɛ ɔne wo ba a, ɛnde na woade wo ho afi ntam a woaka me yi ho. Mmom hwɛ na woamfa me ba no ankɔ hɔ.” 9 Ɛnna akoa no de ne nsa hyɛɛ ne wura Abraham srɛ ase, na ɔkaa ntam sɛ ɔbɛyɛ nea waka no.+

10 Enti akoa no faa ne wura yoma du ne nneɛma pa a ne wura wɔ no pii. Na ɔde n’ani kyerɛɛ Mesopotamia sɛ ɔrekɔ Nahor kurom. 11 Ɔmaa yoma no butubutuw abura bi ho wɔ kurow no akyi. Saa bere no, na ɛyɛ anwummere a mmea taa kɔ nsu. 12 Na ɔkae sɛ: “Yehowa, me wura Abraham Nyankopɔn, mesrɛ wo ma ensi me yiye nnɛ; da ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ me wura Abraham. 13 Kurow no mu mmabaa rebɛsaw nsu; meregyina abura yi ho, 14 na ma ɛmmra sɛ ababaa a mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo soɛ w’ahina na ma me nsu no bi nnom’ na ɔbɛka sɛ, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ no, ma ɔnyɛ ɔbea a woayi no ama w’akoa Isak; ɛno na ɛbɛma mahu sɛ woada ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ me wura.”

15 N’ano ansi mpo na ohui sɛ Betuel ba Rebeka+ reba a ahina si ne kɔn ho. Ná Betuel yɛ Abraham nua Nahor+ yere Milka+ ba. 16 Ná ababaa no ho yɛ fɛ yiye; ɔyɛ ɔbaabun a ɔbarima biara ne no nnae da. Ɔkɔɔ abura no ho kɔsaw nsu guu n’ahina mu bae. 17 Ɛhɔ ara na akoa no kohyiaa no kae sɛ: “Mesrɛ wo, ma me w’ahina no mu nsu kakra nnom.” 18 Na ɔno nso kae sɛ: “Me wura, nom bi.” Ɛhɔ ara na ɔsoɛɛ ahina no sii ne nsam maa no bi nomee. 19 Ɔmaa no bi nom wiei no, ɔkae sɛ: “Mɛsaw bi ama wo yoma no nso akosi sɛ wɔbɛnom amee.” 20 Na ntɛm ara ohwiee nsu a ɛwɔ n’ahina no mu guu baabi a mmoa nom nsu no, na ɔde mmirika dii akɔneaba wɔ abura no ho kɔsaw nsu brɛɛ ne yoma no nyinaa. 21 Saa bere yi nyinaa na ɔbarima no ayɛ dinn rehwɛ no. Ne ho dwiriw no, na na ɔredwen ho sɛ ebia Yehowa ama n’akwantu no asi no yiye anaa.

22 Bere a yoma no nyinaa nom nsu no bi wiei no, ɔbarima no yii sika kɔkɔɔ hwenem kawa a emu duru yɛ dwetɛbona* fã ne sika kɔkɔɔ nkapo abien a emu duru yɛ nnwetɛbona* du, na ɔde maa no, 23 na obisaa no sɛ: “Mesrɛ wo, hena ba ne wo? Anadwo yi, yebenya baabi ada wɔ wo papa fi?” 24 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me papa ne Betuel+ a Nahor+ ne Milka woo no no.” 25 Na ɔtoaa so sɛ: “Yɛwɔ sare ne mmoa aduan pii, na mubenya baabi nso ada.” 26 Afei ɔbarima no bɔɔ ne mu ase kotow Yehowa anim, 27 na ɔkae sɛ: “Ayeyi nka Yehowa, me wura Abraham Nyankopɔn, efisɛ wakɔ so ada ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ me wura, na wadi no nokware. Yehowa akyerɛ me kwan aba me wura nuanom fi.”

28 Afei ababaa no de mmirika kɔbɔɔ ne maame fifo amanneɛ. 29 Ná Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban.+ Enti Laban tuu mmirika kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ abura no ho. 30 Bere a ohuu hwenem kawa no ne nkapo a egu ne nua Rebeka nsa na ɔtee asɛm a ɔkae sɛ: “Sɛɛ ne sɛɛ na ɔbarima no ka kyerɛɛ me” no, ɔkɔɔ ɔbarima no nkyɛn, na na ɔda so ara gyina yoma no ho wɔ abura no ho. 31 Ntɛm ara na ɔkae sɛ: “Bra, wo a Yehowa ahyira wo. Woda so gyina ha reyɛ dɛn? Masiesie baabi ama wo wɔ fie, na masiesie baabi nso ama yoma no.” 32 Ɛnna ɔbarima no kɔɔ ofie hɔ, na oyiyii* yoma no so nneɛma, na ɔmaa wɔn sare ne mmoa aduan. Afei ɔmaa ɔbarima no ne wɔn a wɔka ne ho no nsu de hohoroo wɔn nan ho. 33 Nanso bere a wɔde aduan besii n’anim no, ɔkae sɛ: “Merennidi, gye sɛ mabɔ m’amanneɛ awie.” Na Laban kae sɛ: “Kasa!”

34 Ɛnna ɔkae sɛ: “Meyɛ Abraham akoa.+ 35 Na Yehowa ahyira me wura yiye, na wama wanya ne ho paa; wama no nguan ne anantwi, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa, yoma ne mfurum.+ 36 Afei, me wura yere Sara bɔɔ aberewa no, ɔwoo ɔbabarima maa no,+ na me wura de nea ɔwɔ nyinaa bɛma ne ba no.+ 37 Enti me wura ma mekaa ntam, na ɔkae sɛ: ‘Kaananfo a mete wɔn asaase so yi, nware wɔn babea biara mma me ba.+ 38 Na mmom kɔ me papa fi ne m’abusua mu+ kɔware ɔbea ma me ba no.’+ 39 Na mibisaa me wura sɛ: ‘Na sɛ ɔbea no mpɛ sɛ ɔne me ba nso ɛ?’+ 40 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Me ne Yehowa anantew,+ na minim paa sɛ ɔbɛma ne bɔfo+ aka wo ho na asi wo yiye wɔ w’akwantu mu; enti kɔware ɔbea fi m’abusua mu ne me papa fi+ brɛ me ba no. 41 Sɛ wokɔ m’abusua mu na sɛ wɔamfa ɔbea no amma wo a, ntam no ho asodi biara renna wo so. Eyi bɛma woade wo ho afi wo ntam yi ho.’+

42 “Bere a miduu abura no ho nnɛ no, mekae sɛ: ‘Yehowa, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ wobɛma m’akwantu yi asi me yiye a, 43 ɛnde meregyina abura yi ho, na ma ɛmmra sɛ ababaa+ a ɔbɛba abɛsaw nsu a mɛka akyerɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, ma mennom w’ahina yi mu nsu no bi” 44 na ɔbɛka akyerɛ me sɛ: “Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom” no, ma ɔnyɛ ɔbea a Yehowa ayi no ama me wura ba no.’+

45 “Bere a migu so reka asɛm no wɔ me komam no, mihui sɛ Rebeka reba a ahina si ne kɔn ho; na ɔkɔɔ abura no ho kɔsaw nsu. Ɛnna meka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mesrɛ wo, ma me nsu no bi nnom.’+ 46 Ɛhɔ ara na ɔsoɛɛ n’ahina no kae sɛ: ‘Nom bi,+ na mɛma wo yoma no nso bi anom.’ Enti menomee, na ɔmaa yoma no nso bi nomee. 47 Ɛno akyi, mibisaa no sɛ, ‘Hena ba ne wo?’ na ɔkae sɛ ‘Me papa ne Betuel a Nahor ne Milka woo no no.’ Enti mede hwenem kawa no hyɛɛ ne hwenem na mede nkapo no guu ne nsa.+ 48 Na mekotow Yehowa anim, na miyii me wura Abraham Nyankopɔn Yehowa ayɛ;+ ɔno na ɔkyerɛɛ me kwan sɛ memmɛfa me wura nua babea mma ne ba no. 49 Na afei sɛ mobɛda ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ me wura na moadi no nokware a, monka nkyerɛ me; sɛ ɛnte saa nso a, monka nkyerɛ me, na sɛ nifa na mɛfa oo, benkum na mɛfa oo, mahu nea mɛyɛ.”+

50 Ɛnna Laban ne Betuel ka kyerɛɛ no sɛ: “Asɛm yi fi Yehowa. Yɛn de, yɛrentumi nka yiw anaa daabi nkyerɛ wo.* 51 Rebeka na ogyina w’anim no. Fa no kɔ na ɔnyɛ wo wura ba no yere sɛnea Yehowa aka no.” 52 Bere a Abraham akoa no tee wɔn nsɛm no ara pɛ na obutuw fam wɔ Yehowa anim. 53 Na akoa no yii dwetɛ agude ne sika kɔkɔɔ agude ne ntaade, na ɔde maa Rebeka, na ɔmaa ne nuabarima ne ne maame nneɛma a ɛsom bo. 54 Afei ɔne mmarima a wɔka ne ho no didii na wɔnomee, na wɔdaa hɔ anadwo no.

Bere a ɔsɔree anɔpa no, ɔkae sɛ: “Munnya me kwan na menkɔ me wura nkyɛn.” 55 Ɛnna ababaa no nuabarima ne ne maame kae sɛ: “Ma ababaa no ntena yɛn nkyɛn dadu bi ɛ. Ɛno akyi no obetumi akɔ.” 56 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnnye me nntena ha, efisɛ Yehowa ama asi me yiye wɔ m’akwantu mu. Munnya me kwan na menkɔ me wura nkyɛn.” 57 Ɛnna wɔkae sɛ: “Momma yɛmfrɛ ababaa no na yentie nea ɔbɛka.” 58 Afei wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no sɛ: “Wo ne ɔbarima yi bɛkɔ?” Na obuae sɛ: “Mɛkɔ dodo.”

59 Enti wogyaa wɔn nuabea Rebeka kwan,+ ɔne ɔbea a na ɔhwɛ no no,*+ ne Abraham akoa no ne ne mmarima no. 60 Na wohyiraa Rebeka ka kyerɛɛ no sɛ: “O yɛn nuabea, mpempem huhaa mfi wo mu mmra, na w’asefo* mfa wɔn atamfo nkurow apon.”*+ 61 Afei Rebeka ne ne mmaawa sɔre tenatenaa yoma so dii ɔbarima no akyi. Enti akoa no ne Rebeka sii kwan so kɔe.

62 Saa bere no, na Isak te Negeb+ asaase so. Enti na ofi Beer-Lahai-Roi+ kwan so reba. 63 Na ɛrekɔ anwummere no, ɔkɔɔ wuram baabi kɔdwennwenee.+ Afei ɔnkɔhwɛ a, yoma na ɛsa so reba yi! 64 Bere a Rebeka maa n’ani so a ohuu Isak no, ɛhɔ ara na ohuruw fii yoma no so sii fam. 65 Afei obisaa akoa no sɛ: “Ɔbarima bɛn na ofi wuram rebehyia yɛn yi?” Na akoa no buae sɛ: “Ɛyɛ me wura.” Ɛnna oyii ntama de kataa n’anim. 66 Na akoa no kaa nea ɔyɛe nyinaa kyerɛɛ Isak. 67 Afei Isak de Rebeka baa ne maame Sara ntamadan+ mu. Enti ɔbɛyɛɛ ne yere. Isak benyaa ɔdɔ maa no,+ na ɛmaa ne werɛ kyekyee wɔ ne maame wu akyi.+

25 Abraham san waree bio; ɔbea no din de Ketura. 2 Akyiri yi, ɔne no woo Simran, Yoksan, Medan, Midian,+ Yisbak, ne Suha.+

3 Yoksan woo Saba ne Dedan.

Dedan woo Asurim, Letusim, ne Leumim.

4 Midian woo Efa, Efer, Hanok, Abida, ne Eldaa.

Eyinom nyinaa yɛ Ketura mma.

5 Akyiri yi Abraham de nea ɔwɔ nyinaa maa Isak,+ 6 na mmea a Abraham waree wɔn kaa ne yere ho no nso, ɔkyɛɛ wɔn mma no ade. Na bere a ɔda so te ase no, ɔma wofii ne ba Isak nkyɛn+ de wɔn ani kyerɛɛ apuei fam kɔɔ Apuei asaase so. 7 Mfe a Abraham dii nyinaa yɛ 175. 8 Afei Abraham guu ahome a etwa to na owui. Saa bere no, na wanyin abɔ akwakoraa adi nna amee, na wɔde no kɔkaa n’agyanom ho.* 9 Ne ba Isak ne ne ba Ismael siee no wɔ Makpela ɔbodan mu wɔ Hitini Sohar ba Efron asaase a ɛbɛn Mamre no so;+ 10 ɛno ne asaase a Abraham tɔ fii Het asefo hɔ no. Ɛhɔ na wosiee Abraham kaa ne yere Sara ho.+ 11 Na Abraham wu akyi no, Onyankopɔn kɔɔ so hyiraa ne ba Isak,+ na Isak tenaa baabi a ɛbɛn Beer-Lahai-Roi.+

12 Ismael+ a Egyptni Hagar,+ Sara abaawa no, woo no maa Abraham no ho nsɛm ni.

13 Afei Ismael mma ne wɔn mmusua din ni: Ismael ba panyin ne Nebaiot,+ na wɔn a wodi hɔ ne Kedar,+ Adbeel, Mibsam,+ 14 Misma, Duma, Masa, 15 Hadad, Tema, Yetur, Nafis, ne Kedema. 16 Eyinom ne Ismael mma ne wɔn din ne wɔn tenabea sɛnea wɔn nsaase* te, mpanyimfo 12 ne wɔn mmusua.+ 17 Mfe a Ismael dii nyinaa yɛ 137. Afei oguu ahome a etwa to na owui, na wɔde no kɔkaa n’agyanom ho.* 18 Na wɔtenaa* Hawila+ a ɛbɛn Sur+ wɔ Egypt nkyɛn de kɔpem Asiria. Wɔtenaa baabi a ɛbɛn wɔn nuanom nyinaa.*+

19 Abraham ba Isak+ nso ho nsɛm ni.

Abraham woo Isak. 20 Isak dii mfe 40 no, ɔwaree Rebeka a ne papa ne Aramni Betuel+ a ofi Padan-Aram no; ná ɔyɛ Aramni Laban nuabea. 21 Ná Rebeka nwo, enti na Isak taa de ho adesrɛ to Yehowa anim, na Yehowa tiee n’adesrɛ maa ne yere nyinsɛnee. 22 Na mmofra a wɔhyɛ ne yam no dii aperepere,+ enti ɔkae sɛ: “Sɛ saa na ɛbɛkɔ so a, ɛnde na mete nkwa mu reyɛ dɛn?” Enti okobisaa Yehowa anom asɛm. 23 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Aman abien na ɛwɔ wo yam,+ na mmusuakuw abien befi wo yam aba na obiara bɛfa ne kwan;+ ɔman baako bɛyɛ den asen baako,+ na ɔpanyin no bɛsom akumaa no.”+

24 Bere a n’awo duu so no, ampa, na mmofra a wofi ne yam reba no yɛ nta. 25 Nea odi kan no bae no, na ne ho nyinaa yɛ kɔkɔɔ na ne ho nwi yɛ kuhaa te sɛ nea ɔhyɛ ataade;+ enti wɔtoo no din Esau.*+ 26 Ɛno akyi no, ne nua no bae, na na okura Esau nantin;+ enti ɔtoo no din Yakob.*+ Bere a Rebeka woo wɔn no, na Isak adi mfe 60.

27 Mmofra no renyin no, Esau bɛyɛɛ obi a onim ahayɔ+ a ɔtaa kɔ wuram. Yakob de, na ɔyɛ obi a ne ho nni asɛm a ɔte ntamadan mu.+ 28 Ná Isak pɛ Esau asɛm efisɛ na ɔma onya wuram nam* we, na na Rebeka nso pɛ Yakob asɛm.+ 29 Bere bi, na Yakob reyɛ asɛdua forɔe, na Esau fi wuram bae no, na wabrɛ, 30 enti Esau ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Mesrɛ wo, yɛ ntɛm ma me forɔe kɔkɔɔ* yi bi nni na mabrɛ!”* Ɛno nti na wɔtoo no din Edom*+ no. 31 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ no sɛ: “Tɔn wo panyin ma me ansa!”+ 32 Esau buae sɛ: “Merebewu, na mpanyinni na ɛbɛyɛ me dɛn?” 33 Na Yakob ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka me ntam ansa!” Enti ɔkaa Yakob ntam tɔn ne panyin maa no.+ 34 Ɛnna Yakob maa Esau paanoo ne asɛdua forɔe no bi, na odidi nomee, na ɔsɔre kɔe. Enti Esau amfa ne mpanyinni anyɛ hwee.

26 Afei ɔkɔm baa asaase no so. Ɛsono ɔkɔm yi, ɛnna ɛsono nea edii kan bae wɔ Abraham bere so no.+ Ɛmaa Isak kɔɔ Filistifo hene Abimelek nkyɛn wɔ Gerar. 2 Na Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no sɛ: “Nkɔ Egypt. Tena asaase a mɛkyerɛ wo no so. 3 Tena asaase no so sɛ ɔhɔho,+ na mɛka wo ho na mahyira wo bere nyinaa, na wo ne w’asefo* na mede nsaase yi nyinaa bɛma mo,+ na mɛma ntam yi a mekaa wo papa Abraham no aba mu:+ 4 ‘Mɛma w’asefo* ayɛ bebree te sɛ ɔsoro nsoromma,+ na mede nsaase yi nyinaa bɛma w’asefo;*+ na asaase so aman nyinaa nam w’asefo* so benya nhyira,’+ 5 efisɛ Abraham tiee m’asɛm yɛɛ nea mehwehwɛ nyinaa, na odii m’ahyɛde ne m’atemmusɛm ne me mmara so.”+ 6 Enti Isak kɔɔ so tenaa Gerar.+

7 Bere biara a mmarima a wɔwɔ hɔ no bebisa ne yere ho asɛm no, ɔka sɛ: “Ɔyɛ me nuabea.”+ Ná osuro sɛ ɔbɛka sɛ ɔyɛ ne yere, efisɛ na ne ho yɛ fɛ paa,+ enti ɔkae sɛ, “Anhwɛ a Rebeka nti mmarima a wɔwɔ ha yi bekum me.” 8 Ɔtenaa hɔ kakra no, da bi, Filistifo hene Abimelek hwɛɛ ne mfɛnsere mu hui sɛ Isak ne ne yere Rebeka redi dɔ.*+ 9 Ɛhɔ ara na Abimelek frɛɛ Isak kae sɛ: “Mahu sɛ ɔbea yi yɛ wo yere! Dɛn nti na wokae sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabea’?” Ɛnna Isak ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea enti a mekaa saa ne sɛ, na misuro sɛ anhwɛ a ne nti wobekum me.”+ 10 Na Abimelek toaa so sɛ: “Dɛn na woayɛ yɛn yi?+ Anka worebɛyɛ ama obi ne wo yere ada, na wode asodi abɛto yɛn so!”+ 11 Ɛnna Abimelek hyɛɛ mmara maa nkurɔfo no nyinaa sɛ: “Obiara a ɔde ne nsa bɛka ɔbarima yi ne ne yere no, okum na wobekum no!”

12 Akyiri yi, Isak yɛɛ afuw wɔ asaase no so, na saa afe no, onyaa nnɔbae mmɔho 100, efisɛ Yehowa hyiraa no.+ 13 Ɔbarima no bɛyɛɛ ɔdefo, na ɔkɔɔ so nyaa ne ho kosii sɛ ɔbɛyɛɛ ɔdefo kɛse. 14 Obenyaa nguan ne anantwi ne nkoa pii,+ na Filistifo no ani beree no.

15 Enti nsubura a ne papa Abraham nkoa tui bere a na ɔte ase no, Filistifo no de dɔte siw ne nyinaa.+ 16 Afei Abimelek ka kyerɛɛ Isak sɛ: “Tu fi yɛn nkyɛn ha kɔ, efisɛ woabɛyɛ kɛse asen yɛn koraa.” 17 Enti Isak tu fii hɔ kosii ne ntamadan wɔ Gerar+ Bon mu, na ɔtenaa hɔ. 18 Afei nsubura a Isak papa Abraham nkoa tui bere a ɔte ase no, Isak san tuu mu bio. Saa nsubura no na Abraham wu akyi Filistifo no siw no no.+ Edin a ne papa de totoo nsubura no, ɛno ara na ɔsan de totoo so.+

19 Bere a Isak nkoa no tuu bon no mu no, wonyaa abura a nsu pa wom. 20 Na akasakasa baa Gerar nguanhwɛfo ne Isak nguanhwɛfo ntam, na wɔkae sɛ: “Nsu no yɛ yɛn dea!” Enti ɔtoo abura no din Esek,* efisɛ wɔne no nyaa akasakasa. 21 Ne nkurɔfo no san tuu abura foforo, na ɛno nso wɔne wɔn peree ho. Enti ɔfrɛɛ no Sitna.* 22 Akyiri yi, ofii hɔ kotuu abura foforo, na ɛno de wɔne no ampere ho. Enti ɔfrɛɛ abura no Rehobot* kae sɛ: “Afei de, Yehowa ama yɛanya yɛn ho atwaye na wama yɛadi yiye wɔ asaase yi so.”+

23 Ɛnna wofii hɔ kɔɔ Beer-Seba.+ 24 Na Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no saa anadwo no, na ɔkae sɛ: “Mene wo papa Abraham Nyankopɔn.+ Nsuro,+ efisɛ meka wo ho, na m’akoa Abraham nti mehyira wo, na mɛma w’asefo* ayɛ bebree.”+ 25 Enti osii afɔremuka, na ɔbɔɔ Yehowa din frɛɛ no wɔ hɔ;+ afei Isak sii ne ntamadan wɔ hɔ,+ na ne nkoa tuu abura wɔ hɔ.

26 Akyiri yi, Abimelek ne ne fotufo Ahusat ne ne sahene Pikol+ fi Gerar baa ne nkyɛn. 27 Ɛnna Isak bisaa wɔn sɛ: “Moaba me nkyɛn rebɛyɛ dɛn? Ɛnyɛ mo ara na ɔtan nti mopam me fii mo mpɔtam hɔ no?” 28 Afei wɔkae sɛ: “Yɛahu ampa ara sɛ Yehowa di w’akyi.+ Enti adwene a yɛafa ne sɛ, ‘Yɛsrɛ wo, wo ne yɛn nka ntam, na yɛne wo nyɛ apam+ 29 sɛ worenyɛ yɛn bɔne biara sɛnea yɛamfa yɛn nsa anka wo na yɛne wo adi no yiye, na yɛagya wo kwan asomdwoe mu no. Yɛahu sɛ wo na Yehowa ahyira wo.’” 30 Ɛnna ɔtow wɔn pon, na wodidi nomee. 31 Ade kyee no, wɔsɔree ntɛm, na wɔkekaa wɔn ho ntam.+ Ɛno akyi no, Isak gyaa wɔn kwan ma wɔde asomdwoe fii ne nkyɛn kɔe.

32 Saa da no, Isak nkoa no bɛkaa abura a wotui+ no ho asɛm kyerɛɛ no sɛ: “Yɛato nsu!” 33 Enti ɔfrɛɛ no Siba. Ɛno nti na wɔfrɛ kurow no Beer-Seba+ besi nnɛ no.

34 Bere a Esau dii mfe 40 no, ɔwaree Hitini Beeri ba Yudit ne Hitini Elon ba Basemat.+ 35 Ɛno maa Isak ne Rebeka dii awerɛhow kɛse.*+

27 Afei bere a Isak bɔɔ akwakoraa a onhu ade no, ɔfrɛɛ ne ba panyin Esau+ sɛ: “Me ba!” Ɛnna obuae sɛ: “Mini!” 2 Na ɔkae sɛ: “Mabɔ akwakoraa. Minnim da a mewu. 3 Enti mesrɛ wo, afei fa wo nneɛma a wode kɔ ahayɔ, w’agyan ne w’agyan kotoku, na kɔpɛ wuram nam brɛ me.+ 4 Woba a, fa yɛ akɔnnɔduan a mepɛ paa brɛ me ma minni, na minhyira* wo ansa na mawu.”

5 Bere a Isak ne ne ba Esau rekasa no nyinaa na Rebeka retie. Na Esau kɔɔ wuram sɛ ɔrekɔpɛ nam aba.+ 6 Ɛnna Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob+ sɛ: “Metee sɛ wo papa reka akyerɛ wo nua Esau sɛ, 7 ‘Kɔ wuram kɔpɛ nam bɛyɛ akɔnnɔduan ma minni na minhyira wo wɔ Yehowa anim ansa na mawu.’+ 8 Enti me ba, yɛ aso tie nea mereka akyerɛ wo yi na yɛ ho adwuma.+ 9 Mesrɛ wo, kɔ mmoadan no mu kɔpɛ mpɔnkye nkumaa abien a wɔte apɔw brɛ me na memfa nyɛ akɔnnɔduan a wo papa pɛ. 10 Miwie a, na wode akɔma wo papa ma wadi, na wahyira wo ansa na wawu.”

11 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne maame Rebeka sɛ: “Me nua Esau ho wɔ nwi+ na me de, me ho yɛ toromtorom. 12 Na sɛ me papa de ne nsa ka me ho ɛ?+ Ɛbɛyɛ sɛ nea meredi ne ho fɛw, na ɛbɛdan nnome ama me, na ɛrenyɛ nhyira.” 13 Ɛnna ne maame ka kyerɛɛ no sɛ: “Me ba, nnome biara a anka ɛbɛba wo so no mmra me so. Wo de, yɛ nea maka no na kɔfa mmoa no brɛ me.”+ 14 Enti ɔkɔfaa wɔn brɛɛ ne maame, na ɔde yɛɛ akɔnnɔduan a ne papa pɛ. 15 Afei Rebeka de ne ba panyin Esau ntaade a ɛyɛ papa paa wɔ ne nkyɛn wɔ ofie hɔ no hyɛɛ ne ba kumaa Yakob.+ 16 Ɛnna ɔde mpɔnkye no nhoma duraa ne nsa ne ne kɔn ho baabi a nwi nni no.+ 17 Afei ɔde akɔnnɔduan ne paanoo a wasiesie no maa ne ba Yakob.+

18 Enti ɔde kɔɔ ne papa hɔ, na ɔkae sɛ: “Papa!” na ogyee so sɛ: “Mini! Ɛyɛ wo hena, me ba?” 19 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Ɛyɛ wo ba panyin Esau.+ Nea wokae no mayɛ awie. Mesrɛ wo, sɔre tena ase na di wuram nam a makum no bi na hyira* me.”+ 20 Ɛnna Isak bisaa ne ba no sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wunyaa bi ntɛm saa?” Obuae sɛ: “Ɛyɛ Yehowa wo Nyankopɔn na ɔma minyae.” 21 Afei Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Mesrɛ wo, twiw bɛn me na memfa me nsa nka wo nhwɛ sɛ ampa woyɛ me ba Esau anaa.”+ 22 Enti Yakob twiw bɛn ne papa Isak, na ɔde ne nsa kekaa ne ho, na ɔkae sɛ: “Ɛnne no yɛ Yakob nne, nanso nsa no yɛ Esau nsa.”+ 23 Wanhu no, efisɛ na ne nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau. Enti ohyiraa no.+

24 Ɛnna obisae sɛ: “Ampa ara sɛ wone me ba Esau?” Na obuae sɛ: “Yiw, mene no.” 25 Afei ɔkae sɛ: “Me ba, brɛ me wuram nam no bi nni, na minhyira wo.”* Enti ɔde brɛɛ no na odii, na ɔde nsã* brɛɛ no ma ɔnomee. 26 Ɛnna ne papa Isak ka kyerɛɛ no sɛ: “Me ba, mesrɛ wo, twiw bɛn me na befew m’ano.”+ 27 Enti otwiw bɛn no, na ofew n’ano, na ɔtee n’ataade mu hua.+ Ɛnna ohyiraa no sɛ:

“Hwɛ, me ba ho hua te sɛ afuw a Yehowa ahyira so hua. 28 Nokware Nyankopɔn no mma wo ɔsoro bosu+ ne asaase pa+ ne hwiit* ne bobesa foforo+ bebree. 29 Ma aman nsom wo, na amanaman nkotow wo. Di wo nuanom so, na wo maame yam mma nkotow wo.+ Nnome nka obiara a ɔbɛdome wo, na nhyira nka obiara a obehyira wo.”+

30 Bere a Isak hyiraa Yakob wiei a ofii ne papa Isak anim kɔe ara pɛ na ne nua Esau fi ahayɔ bae.+ 31 Ɔno nso yɛɛ akɔnnɔduan de brɛɛ ne papa, na ɔkae sɛ: “Papa, mesrɛ wo sɔre na di wo ba wuram nam no bi na hyira me.”* 32 Ɛnna ne papa Isak bisaa no sɛ: “Ɛyɛ wo hena?” Na obuae sɛ: “Ɛyɛ me, wo ba panyin Esau.”+ 33 Afei, na Isak ho rewosow biribiri, na ɔkae sɛ: “Ɛnde hena na okokum wuram nam brɛɛ me ma midii ansa na woreba yi? Mahyira no, na obenya nhyira nso!”

34 Bere a Esau tee ne papa asɛm no, ɔde awerɛhow sui denneennen, na ɔka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Papa, mesrɛ wo, hyira me, hyira me bi!”+ 35 Nanso ɔkae sɛ: “Wo nua no abɛdaadaa me agye wo nhyira.” 36 Ɛnna ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ ɛno nti na ne din de Yakob* no? Mprenu ni a watwitware m’ananmu.+ Wagye me panyin dedaw,+ na seesei nso wabegye me nhyira!”+ Ɔtoaa so sɛ: “Enti woannyaw nhyira biara amma me?” 37 Nanso Isak buaa Esau sɛ: “Hwɛ, mayi no sɛ onni wo so,+ mede ne nuanom nyinaa ama no sɛ nkoa, na mede hwiit* ne bobesa foforo nso ahyira no.+ Me ba, dɛn bio na metumi ayɛ ama wo?”

38 Afei Esau bisaa ne papa sɛ: “Papa, enti nhyira baako pɛ na wowɔ? Papa, hyira me, hyira me bi!” Ɛnna Esau tuee su mu.+ 39 Enti ne papa Isak buae sɛ:

“Hwɛ, wo ne asaase pa ntam kwan bɛware, na wobɛtena baabi a ɔsoro bosu nni.+ 40 Wo sekan na wonam so bɛtena ase,+ na wobɛsom wo nua.+ Nanso sɛ wo ho fi ase yeraw wo a, wubebu ne kɔndua mu ayi afi wo kɔn mu.”+

41 Esiane sɛ Esau papa hyiraa Yakob nti, Esau nyaa ne nua no ho tan,+ na ɔkae wɔ ne komam sɛ: “Ɛrenkyɛ na masie* me papa.+ Ɛno akyi no, mekum me nua Yakob.” 42 Bere a wɔbɛkaa asɛm a Rebeka ba panyin Esau aka no kyerɛɛ no no, ntɛm ara na Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, wo nua Esau abɔ wo ato hɔ; onya wo a, obekum wo.* 43 Enti me ba, tie nea mereka akyerɛ wo yi. Sɔre guan kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran.+ 44 Tena ne nkyɛn kakra kosi sɛ wo nua no abufuw ano bedwo; 45 twɛn kosi sɛ wo nua no abufuw bɛbrɛ ase na ne werɛ befi nea wode ayɛ no no. Afei mɛsoma ma wɔabɛfa wo afi hɔ. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mehwere mo baanu nyinaa da koro?”

46 Akyiri yi, Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ: “Het+ mma mmea nti m’anigye asa. Na sɛ Yakob nso kɔware Het mma mmea te sɛ eyinom wɔ asaase yi so a, ɛnde na mete ase reyɛ dɛn?”+

28 Enti Isak frɛɛ Yakob, na ohyiraa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ na woanware Kaananni bea.+ 2 Sɔre kɔ Padan-Aram, wo maame papa Betuel fi, na ware+ wo wɔfa Laban mma mmea no mu baako. 3 Ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn behyira wo ama w’ase atrɛw ayɛ bebree, na wobɛyɛ mmusuakuw a wɔdɔɔso.+ 4 Na ɔde Abraham nhyira+ bɛma wo ne w’asefo* a wɔka wo ho, na wobɛfa asaase a woabɛsoɛ so a Onyankopɔn de ama Abraham no.”+

5 Enti Isak gyaa Yakob kwan na osiim sɛ ɔrekɔ Aramni Betuel ba Laban nkyɛn wɔ Padan-Aram.+ Ná Laban yɛ Yakob ne Esau maame Rebeka nuabarima.+

6 Esau hui sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan kɔ Padan-Aram sɛ ɔnkɔware wɔ hɔ, na bere a ohyiraa no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nware Kaananni bea biara.”+ 7 Afei nso, ohui sɛ Yakob atie ne papa ne ne maame, na wasi kwan so rekɔ Padan-Aram.+ 8 Esau behui sɛ ne papa Isak ani nnye Kaananfo mmea ho,+ 9 enti Esau kɔɔ Abraham ba Ismael nkyɛn kɔwaree ne babea Mahalat kaa ne yerenom ho. Ná ɔyɛ Nebaiot nuabea.+

10 Yakob fii Beer-Seba de n’ani kyerɛɛ Haran.+ 11 Afei okoduu beae bi, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛda hɔ efisɛ na onwini adwo. Enti ɔfaa ɔbo bi de yɛɛ sumii, na ɔdaa hɔ.+ 12 Ɔsoo dae, na ohui sɛ stɛps* bi wɔ asaase so na n’atifi kɔpem soro, na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian wɔ so.+ 13 Hwɛ! Ná Yehowa wɔ stɛps no atifi, na ɔkae sɛ:

“Mene Yehowa, w’agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn.+ Mede asaase a woda so yi bɛma wo ne w’asefo.*+ 14 W’asefo* bɛyɛ sɛ asaase so anwea na w’ase bɛtrɛw akɔ baabiara,+ atɔe ne apuei, atifi ne anaafo; na asaase so mmusua nyinaa nam wo ne w’asefo* so benya nhyira.+ 15 Medi w’akyi, na baabiara a wobɛkɔ no, mɛhwɛ wo so, na mɛsan de wo aba asaase yi so,+ na merennyaw wo kosi sɛ mɛyɛ nea mahyɛ wo bɔ no.”+

16 Afei Yakob nyanee, na ɔkae sɛ: “Ampa ara Yehowa wɔ ha, nanso na minnim.” 17 Ehu kaa no, na ɔkae sɛ: “Ɛha yɛ hu papaapa! Ɛha nyɛ baabiara sɛ Onyankopɔn fi,+ na ɔsoro pon ano ni.”+ 18 Enti Yakob sɔree anɔpatutuutu na ɔbo a ɔde yɛɛ sumii no, ɔde sii hɔ yɛɛ edum, na ohwiee ngo guu so.+ 19 Enti ɔtoo hɔ din Betel;* nanso kan no, na wɔfrɛ hɔ Lus.+

20 Afei Yakob kaa ntam sɛ: “Sɛ Onyankopɔn di m’akyi hwɛ me so wɔ m’akwantu yi mu, na ɔma me aduan* di ma me ataade hyɛ, 21 na mesan kɔ me papa fi asomdwoe mu a, ɛnde na Yehowa akyerɛ sɛ ɔyɛ me Nyankopɔn ampa. 22 Na ɔbo a mede ayɛ edum yi bɛyɛ Onyankopɔn fi,+ na biribiara a wode bɛma me no, mɛhwɛ akyɛ mu du ama wo baako.”

29 Afei Yakob toaa n’akwantu no so kɔɔ nnipa a wɔte Apuei fam no asaase so. 2 Na ohui sɛ abura bi wɔ asaase no so a nguankuw abiɛsa butubutuw ho, efisɛ saa abura no mu nsu na na wɔsaw ma mmoa no nom. Ná ɔbo kɛse bi kata abura no ano. 3 Sɛ wɔboaboa nguan no nyinaa ano wɔ hɔ a, woyi ɔbo no fi abura no ano, na wɔama nguan no nsu anom; wowie a, na wɔasan de ɔbo no akata abura no ano.

4 Yakob bisaa wɔn sɛ: “Me nuanom, ɛhe na mufi?” na wobuae sɛ: “Yefi Haran.”+ 5 Obisaa wɔn sɛ: “Munim Nahor+ banana Laban?”+ Ɛnna wɔkae sɛ: “Yenim no.” 6 Ɛnna obisaa wɔn sɛ: “Ne ho ye anaa?” Wobuae sɛ: “Ne ho ye. Na ne babea Rahel+ mpo na ɔde nguan reba no!” 7 Afei ɔkae sɛ: “Sɛ́ ade nsae, na bere nsoe sɛ moboaboa mmoa no ano. Momma nguan no nsu nnom na momma wonkodidi.” 8 Ɛnna wobuae sɛ: “Yenni ho kwan sɛ yɛyɛ saa gye sɛ nguan no nyinaa ba ha ansa na yɛayi ɔbo no afi abura no ano. Saa bere no na yɛma nguan no nsu nom.”

9 Bere a ogu so ne wɔn rekasa no, Rahel de ne papa nguan bae, efisɛ na ɔyɛ oguanhwɛfo. 10 Bere a Yakob huu ne wɔfa Laban ba Rahel ne Laban nguan no, ɛhɔ ara na Yakob kopiaa ɔbo no fii abura no ano, na ɔmaa ne wɔfa Laban nguan no nsu. 11 Afei Yakob few Rahel ano na ɔmaa ne nne so sui. 12 Yakob ka kyerɛɛ Rahel sɛ ne maame ne Rebeka, enti Rahel papa yɛ ne busuani.* Ɛnna Rahel de mmirika kɔka kyerɛɛ ne papa.

13 Bere a Laban+ tee ne wɔfase Yakob ho asɛm ara pɛ na ɔde mmirika kohyiaa no. Afei ɔbam no few n’ano, na ɔde no baa ne fi. Na Yakob kaa nea asi nyinaa kyerɛɛ Laban. 14 Laban ka kyerɛɛ no sɛ: “Ampa ara, woyɛ me dompe ne me honam.”* Enti ɔne no tenae bosome baako.

15 Afei Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Esiane sɛ woyɛ me busuani*+ nti wobɛsom me kwa anaa? Dɛn na memfa ntua wo ka?+ Ka kyerɛ me.” 16 Ná Laban wɔ mma mmea baanu. Ɔpanyin no din de Lea, na kumaa no de Rahel.+ 17 Nanso na Lea aniwa mma nhyɛ da nyɛ fɛ, na Rahel de, na ɔyɛ ɔbea a ne ho yɛ fɛ na ne ho twa. 18 Ná Yakob pɛ Rahel, enti ɔkae sɛ: “Ma mensom wo mfe ason na fa wo babea kumaa Rahel ma me.”+ 19 Ɛnna Laban kae sɛ: “Eye sɛ mede no bɛma wo sen sɛ mede no bɛma ɔbarima foforo. Kɔ so tena me nkyɛn.” 20 Na Rahel nti, Yakob somee mfe ason,+ nanso ɛyɛɛ n’ani so sɛ nna kakraa bi efisɛ na ɔdɔ no.

21 Afei Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: “Me bere aso, enti fa me yere ma me, na me ne no nna.” 22 Ɛnna Laban frɛfrɛɛ nnipa a wɔtete hɔ nyinaa behyiae, na ɔtow pon. 23 Nanso ade sae no, ne babea Lea mmom na ɔde no brɛɛ no sɛ ɔne no nna. 24 Afei nso, Laban de n’afenaa Silpa maa ne babea Lea sɛ n’abaawa.+ 25 Ade kyee no, ɔnkɔhwɛ a Lea ni! Enti obisaa Laban sɛ: “Dɛn na woayɛ me yi? Ɛnyɛ Rahel nti na mesom wo? Adɛn nti na woadaadaa me?”+ 26 Ɛnna Laban buae sɛ: “Ɛha de, yɛnyɛ no saa. Yɛn de, yɛmfa akumaa no mma aware ansa na ɔpanyin no aware. 27 Wo ne ɔbea yi ntena nnawɔtwe. Ɛno akyi no, mede ɔbea baako yi nso bɛma wo na woasom me mfe ason aka ho.”+ 28 Yakob penee so ne ɔbea no tenae maa nnawɔtwe no soe, na ɛno akyi no Laban de ne ba Rahel maa no aware. 29 Afei nso, Laban de n’afenaa Bilha+ maa Rahel sɛ n’abaawa.+

30 Ɛnna Yakob ne Rahel nso dae, na na ɔdɔ Rahel sen Lea, na ofii ase som Laban mfe ason bio.+ 31 Bere a Yehowa hui sɛ Lea kunu nnɔ* no no, ɔma onyinsɛnee;*+ Rahel de, na ontumi nnyinsɛn.+ 32 Afei Lea nyinsɛn woo ɔbabarima na ɔtoo no din Ruben,*+ na ɔkae sɛ: “Yehowa abɛhwɛ m’amanehunu.+ Afei de, me kunu bɛdɔ me.” 33 Na ɔsan nyinsɛn woo ɔbabarima, na ɔkae sɛ: “Yehowa ate sɛ me kunu nnɔ me, enti na wama me oyi nso.” Na ɔtoo no din Simeon.*+ 34 Na onyinsɛn bio woo ɔbabarima, na ɔkae sɛ: “Afei de, me kunu bɛka aba me ho, efisɛ mawo mma mmarima baasa ama no.” Enti ɔtoo no din Lewi.*+ 35 Na ɔsan nyinsɛn woo ɔbabarima, na ɔkae sɛ: “Afei de, mɛkamfo Yehowa.” Enti ɔtoo no din Yuda.*+ Afei awo no tew kɔe.

30 Bere a Rahel hui sɛ ɔnwoo ba biara mmaa Yakob no, n’ani beree ne nua no na ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Ma me mma, anyɛ saa a mewu.” 2 Ɛnna Yakob bo fuw Rahel na obisaa no sɛ: “Meyɛ Onyankopɔn a wasiw w’awo kwan* no anaa?” 3 Enti ɔkae sɛ: “Hwɛ, m’abaawa Bilha+ ni. Wo ne no nna na ɔnwo mma me,* na me nso manya mma afi ne hɔ.” 4 Ɛnna ɔde n’abaawa Bilha maa Yakob waree, na Yakob ne no dae.+ 5 Bilha nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa Yakob. 6 Ɛnna Rahel kae sɛ: “Onyankopɔn adi m’asɛm ama me, na watie me nso ama me ɔbabarima.” Enti ɔtoo no din Dan.*+ 7 Rahel abaawa Bilha san nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima a ɔto so abien maa Yakob. 8 Ɛnna Rahel kae sɛ: “Me ne me nua adi asi kɛse, na madi nkonim!” Enti ɔtoo no din Naftali.*+

9 Bere a Lea hui sɛ ɔnwo bio no, ɔde n’abaawa Silpa maa Yakob waree.+ 10 Na Lea abaawa Silpa woo ɔbabarima maa Yakob. 11 Ɛnna Lea kae sɛ: “Aba yiye!” Enti ɔtoo no din Gad.*+ 12 Ɛno akyi no, Lea abaawa Silpa woo ɔbabarima a ɔto so abien maa Yakob. 13 Ɛnna Lea kae sɛ: “M’ani agye! Mmea bɛfrɛ me nea ɔwɔ anigye.”+ Enti ɔtoo no din Aser.*+

14 Eduu bere a wotwa hwiit no, na Ruben+ nam na okohuu dudayim* aduaba bi wɔ wuram. Enti ɔde brɛɛ ne maame Lea. Ɛnna Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ: “Mesrɛ wo, ma me dudayim aduaba a wo ba no de bae no bi.” 15 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wugye di sɛ ɛyɛ ade ketewa sɛ wubegye me kunu+ na woasan abegye aduaba a me ba de aba yi?” Enti Rahel kae sɛ: “Saa na woaka a, ɛnde ma me wo ba no aduaba no bi na ɔbarima no ne wo nkɔda anadwo yi.”

16 Anwummere a Yakob fi afuw mu reba no, Lea kohyiaa no kae sɛ: “Wo ne me bɛda anadwo yi, efisɛ mede me ba aduaba ama Rahel de abɔ wo paa.” Enti ɔne no kɔdae saa anadwo no. 17 Na Onyankopɔn tiee Lea na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima a ɔto so anum maa Yakob. 18 Ɛnna Lea kae sɛ: “Onyankopɔn de m’akatua* ama me, efisɛ mede m’abaawa ama me kunu.” Enti ɔtoo abofra no din Isakar.*+ 19 Na Lea san nyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima a ɔto so asia maa Yakob.+ 20 Ɛnna Lea kae sɛ: “Onyankopɔn akyɛ me adepa. Afei de me kunu begye me atom,+ efisɛ mawo mmarima baasia ama no.”+ Enti ɔtoo no din Sebulon.*+ 21 Ɛno akyi no, ɔwoo ɔbabea na ɔtoo no din Dina.+

22 Afei Onyankopɔn kaee Rahel, na Onyankopɔn tiee no na ɔma onyinsɛnee.*+ 23 Onyinsɛn woo ɔbabarima. Ɛnna ɔkae sɛ: “Onyankopɔn ayi m’aniwu afi me so!”+ 24 Enti ɔtoo no din Yosef,*+ na ɔkae sɛ: “Yehowa de ɔbabarima foforo aka me ho.”

25 Bere a Rahel woo Yosef no, ɛhɔ ara na Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: “Gya me kwan ma menkɔ me kurom ne baabi a mifi bae.+ 26 Fa me yerenom ne me mma a masom wo anya wɔn no ma me na menkɔ, na wo ara wunim sɛnea masom wo.”+ 27 Ɛnna Laban ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ manya w’anim dom a, ɛnde wo ne me ntena, na mahu nsɛnkyerɛnne* a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nam wo so ahyira me.” 28 Na ɔka kaa ho sɛ: “Kyerɛ me akatua a memfa mma wo, na mede bɛma wo.”+ 29 Enti Yakob ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara wunim sɛnea masom wo ne sɛnea mahwɛ wo mmoa so yiye;+ 30 ansa na mereba no, na wowɔ mmoa kakraa bi, nanso efi bere a mebaa ha yi, Yehowa ahyira wo ma wɔadɔɔso ayɛ bebree. Enti bere bɛn na me nso menya biribi ama me fi?”+

31 Ɛnna obisaa no sɛ: “Dɛn na memfa mma wo?” Na Yakob kae sɛ: “Mma me hwee! Sɛ wobɛyɛ eyi ama me a, anka mɛkɔ so ahwɛ wo nguan no na mabɔ wɔn ho ban.+ 32 Mɛfa wo nguan no nyinaa mu nnɛ. Ma nguan a wɔn ho yɛ nsisiinsisii ne damedame ne adwennini nkumaa a wɔn ho mmere nnum ne mpɔnkye a wɔn ho yɛ nsisiinsisii ne damedame no nnyina faako. Efi nnɛ rekɔ, ɛno na ɛbɛyɛ m’akatua.+ 33 Sɛ ɛba sɛ daakye wobɛhwɛ m’akatua no a, me nokwaredi* bedi me adanse; na sɛ wuhu mpɔnkye a wɔn ho nyɛ nsisiinsisii ne damedame ne adwennini nkumaa a wɔn ho mmere nnum wɔ me mmoa mu a, na mawia.”

34 Ɛnna Laban kae sɛ: “Eye paa! Ma yɛnyɛ no sɛnea woaka no.”+ 35 Enti saa da no Laban maa mpapo a wɔn ho yɛ nsensanee ne mpɔnkyebere a wɔn ho yɛ nsisiinsisii ne damedame, nea fitaa wɔ ne ho biara, ne adwennini nkumaa a wɔn ho bere dum nyinaa gyinaa faako, na ɔde wɔn hyɛɛ ne mma mmarima no nsa. 36 Afei ɔtew ne ho fii Yakob ho kɔɔ bɛyɛ nnansa kwan. Yakob toaa so hwɛɛ Laban mmoa a ɛkae no so.

37 Ɛno akyi no, Yakob twitwaa duafufu* ne aborɔfo nkate ne kyɛnkyɛn nnua nteaanteaa a ɛyɛ momono, na ɔwaewaee ho nketenkete maa baabi a ɛyɛ fitaa no daa adi. 38 Afei ɔde nnua nteaanteaa a wawaewae ho no guu baabi a mmoa no nom nsu no, na sɛ bere du sɛ anini no foro abere no na wɔba hɔ bɛnom nsu a, wɔahu nnua no.

39 Enti sɛ bere du ma anini no foro abere no wɔ nnua no ho a, wɔwo mma a wɔn ho yɛ nsensanee, nsisiinsisii, ne damedame. 40 Yakob yii nguan mma no kɔɔ nkyɛn na ɔde nguankuw no ani kyerɛɛ adwennini nkumaa a wɔn ho yɛ nsensanee ne damedame a wɔwɔ Laban nguankuw mu no. Ɛnna Yakob yii mmoa a wanya no kɔɔ nkyɛn na wɔamfra Laban de no. 41 Mmoa a wɔn ho yɛ den no, sɛ bere du sɛ anini no foro abere no a, Yakob de nnua no kogu suka no mu faako a mmoa no behu, na sɛ anini no foro abere no a, wɔahu nnua no. 42 Na sɛ mmoa no ho nyɛ den de a, ɔmfa nnua no ngu hɔ. Enti, na Laban mmoa no ho nyɛ den, nanso Yakob mmoa no de, na wɔn ho yɛ den.+

43 Enti ɔbarima no nyaa ne ho paa, na onyaa nguan ne mfenaa ne nkoa ne yoma ne mfurum pii.+

31 Akyiri yi, Yakob tee sɛ Laban mma no rekeka sɛ: “Yakob afa yɛn papa nneɛma nyinaa; yɛn papa agyapade na ɔde anya ne ho.”+ 2 Afei nso, Yakob hui sɛ Laban ntew n’anim mma no sɛ kan no.+ 3 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “San kɔ w’agyanom asaase so ne w’abusuafo nkyɛn,+ na mɛkɔ so adi w’akyi.” 4 Ɛnna Yakob soma ma wɔkɔfrɛɛ Rahel ne Lea baa baabi a ɔde ne mmoa kɔ adidi no, 5 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:

“Mahu sɛ mo papa Laban ntew n’anim mma me sɛ kan no,+ nanso Onyankopɔn a me papa som no no di m’akyi.+ 6 Mo ara munim sɛ mede m’ahoɔden nyinaa asom mo papa.+ 7 Ná mo papa pɛ sɛ ɔfa kwan bi so sisi me, na wasesa m’akatua mpɛn du, nanso Onyankopɔn amma kwan amma wanyɛ me bɔne. 8 Sɛ ɔka sɛ, ‘Mede mmoa a wɔn ho yɛ damedame no betua wo ka’ a, mmoa no nyinaa wo wɔn a wɔn ho yɛ damedame; na sɛ ɔka sɛ, ‘Mede wɔn a wɔn ho yɛ nsensanee no na ebetua wo ka’ a, wɔn nyinaa wo wɔn a wɔn ho yɛ nsensanee.+ 9 Enti Onyankopɔn gyee mo papa nyɛmmoa maa me. 10 Afei eduu bere a ɛsɛ sɛ anini no foro abere no, mesoo dae hui sɛ mpapo a wɔreforo abere no, wɔn ho yɛ nsensanee, damedame, ne nsisiinsisii.+ 11 Ɛnna nokware Nyankopɔn no bɔfo frɛɛ me wɔ dae mu sɛ, ‘Yakob!’ na migyee so sɛ, ‘Mini.’ 12 Ɔtoaa so sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma w’ani so na hwɛ, na wubehu sɛ mpapo a wɔreforo abere no, wɔn ho yɛ nsensanee, damedame, ne nsisiinsisii, efisɛ nea Laban reyɛ wo nyinaa, mahu.+ 13 Mene nokware Nyankopɔn a oyii ne ho adi kyerɛɛ wo wɔ Betel,+ baabi a wosraa edum bi na wokaa me ntam no.+ Afei sɔre fi ha san kɔ asaase a wɔwoo wo wɔ so no so.’”+

14 Na Rahel ne Lea buae sɛ: “Agyapade bɛn bio na yɛwɔ wɔ yɛn papa fi? 15 Wanyɛ yɛn sɛ ahɔho antɔn yɛn anaa? Na ɛnyɛ yɛn ti sika na odidi ho?+ 16 Agyapade a Onyankopɔn agye afi yɛn papa hɔ nyinaa yɛ yɛne yɛn mma dea.+ Enti biribiara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo no, yɛ.”+

17 Afei Yakob sɔre de ne mma ne ne yerenom tenatenaa yoma so;+ 18 na ɔde ne nyɛmmoa ne agyapade a wabenya+ wɔ Padan-Aram nyinaa siim sɛ ɔrekɔ ne papa Isak nkyɛn wɔ Kaanan asaase so.+

19 Saa bere no, na Laban rekotwitwa ne nguan ho nwi, na Rahel wiaa ne papa terafim ahoni*+ kɔe. 20 Afei nso, Yakob rekɔ no, wammɔ Aramni Laban amanneɛ; owiaa ne ho kɔe. 21 Na ɔde nea ɔwɔ nyinaa guan kotwaa Asubɔnten no.*+ Ɛnna ɔde n’ani kyerɛɛ Gilead+ mmepɔw mu. 22 Nnansa akyi no, wɔka kyerɛɛ Laban sɛ Yakob aguan. 23 Enti ɔfaa ne nuanom* kaa ne ho tiw no nnanson, na wɔkɔtoo no wɔ Gilead mmepɔw mu. 24 Ɛnna Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Aramni+ Laban wɔ dae mu,+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Asɛm biara a wobɛka akyerɛ Yakob no, papa oo, bɔne oo, hwɛ yiye.”*+

25 Laban kɔtoo Yakob sɛ wasi ne ntamadan wɔ bepɔw so, na Laban ne ne nuanom nso sii wɔn de wɔ Gilead mmepɔw mu. 26 Afei Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Dɛn na woayɛ yi? Adɛn nti na woawia wo ho de me mma mmea aguan te sɛ nnipa a wɔatwe wɔn so sekan akyere wɔn kɔ? 27 Dɛn nti na wuwiaa wo ho kɔe a woankra me? Sɛ wobɔɔ me amanneɛ a, anka mede osebɔ ne nnwom ne mpintin ne sanku na ebegya wo kwan. 28 Woamma mamfew me nenanom* ne me mma mmea no ano. Woadi nkwaseasɛm. 29 Anka metumi ayɛ mo bɔne biara a mepɛ, nanso Onyankopɔn a wo papa som no no ne me kasae anadwo yi sɛ, ‘Asɛm biara a wobɛka akyerɛ Yakob no, papa oo, bɔne oo, hwɛ yiye.’+ 30 Sɛ w’ani agyina wo papa fi na wopɛ sɛ wokɔ a, dɛn nti na woawia m’anyame?”+

31 Ɛnna Yakob buaa Laban sɛ: “Na misuro sɛ wubegye wo mma mmea no afi me nsam. 32 Obiara a wubehu w’anyame no wɔ ne nkyɛn no, ɛnsɛ sɛ ɔtena nkwa mu. Hwehwɛ me nneɛma mu wɔ yɛn nuanom* a wɔwɔ ha yi anim na sɛ wuhu a, fa kɔ.” Nanso na Yakob nnim sɛ Rahel na wawia. 33 Enti Laban kɔɔ Yakob ne Lea ne mmaawa baanu+ no nyinaa ntamadan mu, nanso wanhu. Afei ofi Lea ntamadan mu kɔɔ Rahel ntamadan mu. 34 Ná Rahel afa terafim ahoni no de ahyɛ mmea kotoku a wɔde to yoma so no mu, na saa bere no nyinaa na ɔte so. Enti Laban hwehwɛɛ ntamadan no mu baabiara nanso wanhu. 35 Afei Rahel ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Papa, mesrɛ wo mma wo bo mmfuw me; merentumi nsɔre efisɛ meyare mmea yare.”+ Enti ɔtɔɔ ne bo ase hwehwɛɛ baabiara, nanso wanhu terafim ahoni no.+

36 Ɛnna Yakob bo fuwii, na n’ani beree Laban so, na Yakob bisaa no sɛ: “Bɔne bɛn na mayɛ, na mmara bɛn na mato a wotaa me so saa? 37 Wohwehwɛɛ me nneɛma mu yi, wo fi agyapade bɛn na wuhui? Sɛ wuhuu biribi a, fa bra me nuanom ne wo nuanom nyinaa anim na wommu yɛn baanu ntam atɛn. 38 Me ne wo atena mfe 20. Wo nguan anaa wo mpɔnkye no mu biara ampɔn,+ na manwe wo nguan no baako mpo. 39 Sɛ aboa bi kum wo mmoa no bi a,+ memfa no mmrɛ wo; m’ankasa mitua ka. Na sɛ obi wia bi anadwo oo, awia oo, wugye wɔ me nsam. 40 Ahohuru ba awia a, menam mu, awɔw ba anadwo nso a, menam mu, m’ani nkum na mada.+ 41 Mfe 20 ni a matena wo fi. Wo mma mmea baanu no nti, masom wo mfe 14, na mede mfe 6 nso ahwɛ wo mmoa, na woasesa m’akatua mpɛn du.+ 42 Sɛ Abraham Nyankopɔn a me papa Isak suro no+ no nni m’akyi a,+ anka nsapan na wode begya me kwan. Nanso Onyankopɔn ahu m’ahohia ne me brɛ, enti na ɔkaa w’anim nnɛra anadwo no.”+

43 Afei Laban buaa Yakob sɛ: “Hwɛ, mmea yi yɛ me mma mmea, mmofra yi nso yɛ me dea, na mmoa yi nso wɔ me; biribiara a w’ani tua yi yɛ me ne me mma mmea dea. Ɛnnɛ dɛn na metumi ayɛ wɔn anaa mmofra a wɔawo wɔn yi? 44 Afei ma me ne wo nyɛ apam na ɛnyɛ adanse wɔ me ne wo ntam.” 45 Enti Yakob faa ɔbo na ɔde sii hɔ yɛɛ edum.+ 46 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Montase abo mmra!” Ɛnna wɔkɔtasee abo bae, na wɔboaboaa ano yɛɛ no kuw. Afei wodidii wɔ abokuw no so. 47 Laban frɛɛ no Yega-Sahaduta,* na Yakob de, ɔfrɛɛ no Galeed.*

48 Afei Laban kae sɛ: “Ɛnnɛ, abokuw yi yɛ me ne wo ntam adanse.” Ɛno nti na ɔfrɛɛ no Galeed,+ 49 ne Ɔwɛn Aban, efisɛ ɔkae sɛ: “Sɛ yɛpaapae mu a, Yehowa ani nni me ne wo nyinaa akyi. 50 Sɛ woteetee me mma mmea yi anaa wokɔfa mmea foforo ka me mma yi ho, na sɛ onipa biara anni ho adanse mpo a, kae sɛ Onyankopɔn na ɔyɛ me ne wo ntam dansefo.” 51 Laban toaa so ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Mahyehyɛ abokuw yi, na mede edum yi asi me ne wo ntam. 52 Abokuw ne edum yi yɛ adanse+ sɛ merentra abo yi mmɛyɛ wo bɔne, na wo nso worentra abo ne edum yi mmɛyɛ me bɔne. 53 Abraham Nyankopɔn ne Nahor Nyankopɔn,+ wɔn agya Nyankopɔn, nni me ne wo ntam asɛm.” Na Yakob de Onyankopɔn a ne papa Isak suro no+ no din kaa ntam.

54 Ɛno akyi no, Yakob bɔɔ afɔre wɔ bepɔw no so, na ɔfrɛɛ ne nuanom sɛ wommedidi. Enti wodidii,* na wɔdaa bepɔw no so anadwo no. 55 Na Laban de, ɔsɔree ahemanakye na ofew ne nenanom*+ ne ne mma mmea no ano na ohyiraa wɔn.+ Ɛnna Laban sii kwan so san kɔɔ ne kurom.+

32 Afei Yakob toaa n’akwantu so, na Onyankopɔn abɔfo behyiaa no. 2 Yakob huu wɔn ara na ɔkae sɛ: “Onyankopɔn asoɛe ni!” Enti ɔtoo hɔ din Mahanaim.*

3 Ɛnna Yakob somaa nkurɔfo dii n’anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn wɔ Seir+ asaase so wɔ Edom+ mpɔtam,* 4 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mokɔ a, monka nkyerɛ me wura Esau sɛ, ‘W’akoa Yakob se: “Makɔtena* Laban nkyɛn bere tenten ni.+ 5 Na manya anantwi, mfurum, ne nguan, ne nkoa ne mfenaa,+ na mede nkra yi asoma sɛ wɔmmɛka nkyerɛ me wura na manya w’anim dom.”’”

6 Akyiri yi, nnipa a Yakob somaa wɔn no san bae bɛkae sɛ: “Yɛkɔtoo wo nua Esau, na ɔnam kwan so ne mmarima 400 rebehyia wo.”+ 7 Na Yakob bɔɔ hu paa, na ne ho yeraw no.+ Enti nnipa a wɔka ne ho no ne nguan, anantwi, ne yoma no, ɔkyɛɛ wɔn mu yɛɛ wɔn akuw abien. 8 Asɛm a ɔkae ne sɛ: “Sɛ Esau bɛtow hyɛ kuw baako so a, kuw a aka no betumi aguan.”

9 Afei Yakob kae sɛ: “O m’agya Abraham ne m’agya Isak Nyankopɔn, Yehowa, wo na woka kyerɛɛ me sɛ, ‘San kɔ w’asaase so, w’abusuafo nkyɛn, na mɛhwɛ wo so.’+ 10 Wo dɔ a enni huammɔ ne wo nokwaredi a woada no adi akyerɛ me no+ nyinaa mfata me, efisɛ bere a meretwa Yordan no, me poma pɛ na na ekura me, nanso seesei mabɛyɛ akuw abien.+ 11 Mesrɛ wo, gye me+ fi me nua Esau nsam, efisɛ misuro sɛ ɔbɛba abɛtow ahyɛ me ne mmea ne mmofra yi so.+ 12 Wo ara nso na wokae sɛ, ‘Ɔkwan biara so medi w’akyi, na mɛma w’asefo* adɔɔso te sɛ mpoano anwea a obiara ntumi nkan.’”+

13 Na ɔdaa hɔ anadwo no. Afei oyii n’agyapade no bi sɛ akyɛde a ɔde rekɔma ne nua Esau:+ 14 mpɔnkyebere 200, mpapo 20, nguammere 200, adwennini 20, 15 yoma 30 ne wɔn mma a wontwaa nufu, anantwibere 40, anantwinini 10, mfurum abere 20 ne mfurum anini 10.+

16 Ɔkyekyɛɛ mmoa no mu akuwakuw de hyɛɛ ne nkoa no nsa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munni m’anim nkɔ, na munnyaw kwan nto kuw biara ne nea edi hɔ ntam.” 17 Ɔka kyerɛɛ nea odi kan no sɛ: “Ebia na me nua Esau ahyia wo abisa wo sɛ, ‘Hena akoa ne wo, na ɛhe na worekɔ, na nea edi w’anim yi nso, hena de?’ 18 Ɛba saa a, ka kyerɛ no sɛ, ‘Ɛyɛ w’akoa Yakob dea. Ɛyɛ akyɛde a ɔde asoma sɛ yɛmfa mmrɛ me wura Esau,+ na ɔno ankasa di akyi reba.’” 19 Nea ɔto so abien ne nea ɔto so abiɛsa ne wɔn a wodi mmoa no akyi nyinaa nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ muhyia Esau a, asɛm yi ara na monka nkyerɛ no. 20 Na monsan nka nkyerɛ no sɛ, ‘W’akoa Yakob wɔ yɛn akyi.’” Asɛm a ɔkae wɔ ne tirim ne sɛ: ‘Mede akyɛde yi di m’anim kɔ a,+ ansa na medu n’anim no na ne bo adwo. Ebia ɔbɛtew n’anim ama me.’ 21 Enti ɔmaa akyɛde no dii n’anim kɔe, nanso ɔno de, anadwo no ɔdaa baabi a wɔsoɛe no.

22 Saa anadwo no ara, ɔfaa ne yerenom baanu no+ ne ne mmaawa baanu no+ ne ne mma 11 no kotwaa Yabok+ asu no.* 23 Ɔde wɔn twaa asu* no, na ɔde nea ɔwɔ nyinaa nso twae.

24 Akyiri yi ɛkaa Yakob nkutoo, na ɔbarima bi ne no bɛtentamee kosii ahemanakye.+ 25 Bere a ɔbarima no ne Yakob tentamee a ohui sɛ wantumi anni no so no, ɔde ne nsa kaa Yakob dwonku ma ehuanee.+ 26 Afei ɔkae sɛ: “Ade rekye, ma menkɔ.” Ɛnna ɔkae sɛ: “Woanhyira me a, meremma wonkɔ.”+ 27 Enti obisaa no sɛ: “Wɔfrɛ wo dɛn?” na ɔkae sɛ: “Yakob.” 28 Ɛnna ɔkae sɛ: “Wɔremfrɛ wo Yakob bio; mmom wɔbɛfrɛ wo Israel,*+ efisɛ wo ne Onyankopɔn ne nnipa apere so,+ na woatumi agyina.” 29 Yakob nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo bɔ wo din kyerɛ me.” Nanso obisaa no sɛ: “Adɛn nti na worebisa me me din?”+ Ɛnna ohyiraa no wɔ hɔ. 30 Enti Yakob frɛɛ hɔ Peniel,*+ efisɛ sɛnea ɔkae no, “Mahu Onyankopɔn anim ne anim, nanso manya me ti adidi mu.”*+

31 Ofii Penuel* no, ankyɛ koraa na owia puei, na ne dwonku no nti, na ɔtɔ gu ne nan so.+ 32 Eyi nti na besi nnɛ nyinaa, Israelfo nwe srɛ mu ntini a eso dwonku mu no, efisɛ ɔbarima no de ne nsa kaa Yakob srɛ mu ntini a eso ne dwonku mu no.

33 Afei Yakob maa n’ani so, na ohui sɛ Esau ne mmarima 400 reba.+ Enti ɔkyɛɛ mmofra no mu maa Lea ne Rahel ne mmaawa baanu no.+ 2 Ɔde mmaawa no ne wɔn mma dii anim,+ Lea ne ne mma dii so,+ ɛnna Rahel+ ne Yosef dii wɔn akyi. 3 Afei n’ankasa kodii kan, na ɔrebɛn ne nua no nyinaa na ɔrebɔ ne mu ase; ɔyɛɛ saa mpɛn ason.

4 Ɛnna Esau de mmirika behyiaa no, na ɔyɛɛ no atuu few n’ano, na wɔn baanu sui. 5 Bere a ɔmaa n’ani so huu mmea ne mmofra no, obisae sɛ: “Eyinom nso fi he?” Ɛnna obuae sɛ: “Ɛyɛ mmofra a Onyankopɔn de adom w’akoa.”+ 6 Ɛnna mmaawa no ne wɔn mma dii so bae, na wɔbɔɔ wɔn mu ase. 7 Lea ne ne mma nso bae bɛbɔɔ wɔn mu ase, na Yosef ne Rahel dii so bae, na wɔbɔɔ wɔn mu ase.+

8 Esau bisae sɛ: “Adɛn nti na wudii kan maa nnipa pii behyiaa me?”+ Ɛnna ɔkae sɛ: “Meyɛɛ saa na manya me wura anim dom.”+ 9 Afei Esau kae sɛ: “Me nua, nea mewɔ dɔɔso.+ Ma wo nneɛma no nwɔ hɔ.” 10 Nanso Yakob kae sɛ: “Daabi. Mesrɛ wo, sɛ manya w’anim dom a, ɛnde gye m’akyɛde yi, na mepɛ sɛ mihu w’anim nti na mede bae. Na w’anim a mahu yi te sɛ nea mahu Onyankopɔn anim, efisɛ woatew w’anim ama me.+ 11 Mesrɛ wo, gye m’akyɛde yi; ɛyɛ nhyira a mede rebrɛ wo,+ efisɛ Onyankopɔn adom me ama manya biribiara a mihia.”+ Enti ɔsrɛɛ no ara ma ogyei.

12 Akyiri yi, Esau kae sɛ: “Ma yɛnkɔ, na medi w’anim.” 13 Ɛnna ɔno nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura nim sɛ mmofra no ho nyɛ den+ na me nguan ne anantwi a wɔka me ho no nso, ebi ma wɔn mma nufu. Enti sɛ yɛka wɔn ntɛmntɛm da koro a, wɔn nyinaa bewuwu. 14 Me wura mesrɛ wo, di w’akoa anim kan na mentɔ me bo ase nnantew sɛnea me nyɛmmoa yi ne me mma no betumi kosi sɛ medu me wura nkyɛn wɔ Seir.”+ 15 Ɛnna Esau kae sɛ: “Mesrɛ wo, ma minnyaw me nkurɔfo yi bi mma wo.” Na ɔno nso kae sɛ: “O adɛn na worehaw wo ho? Nea mihia ara ne sɛ menya me wura anim dom.” 16 Enti saa da no Esau san kɔɔ Seir.

17 Na Yakob siim kɔɔ Sukot,+ na osii ne fi wɔ hɔ, na ɔbobɔɔ buw maa ne mmoa no. Enti ɔfrɛɛ hɔ Sukot.*

18 Yakob fii Padan-Aram+ beduu Sekem+ wɔ Kaananfo+ asaase so dwoodwoo; na osii ne ntamadan wɔ kurow no nkyɛn. 19 Na ɔtɔɔ asaase a osii ne ntamadan wɔ so no fii Sekem papa Hamor mma no nkyɛn; ɔmaa wɔn nnwetɛbona 100.+ 20 Osii afɔremuka wɔ hɔ, na ɔtoo din Onyankopɔn yɛ Israel Nyankopɔn.+

34 Yakob babea Dina a ɔne Lea woo no no,+ na ɔtaa kɔ kurom hɔ mmabaa nkyɛn ne wɔn kɔbɔ.*+ 2 Bere a asaase no so obirɛmpɔn Hamor a ɔyɛ Hiwini+ no ba Sekem huu Dina no, ɔfaa no ne no dae na oguu ne ho fĩ. 3 Afei na ɔnte Yakob ba Dina ho kasa koraa;* ɔdɔɔ ababaa no, na ɔkorɔkorɔɔ no.* 4 Ɛnna Sekem ka kyerɛɛ ne papa Hamor+ sɛ: “Kogye ababaa yi aware ma me.”

5 Bere a Yakob tee sɛ aberante no agu ne ba Dina ho fĩ no, na ne mma mmarima no rehwɛ ne mmoa wɔ wuram, enti omuaa n’ano twɛnee sɛ wɔbɛba. 6 Akyiri yi, Sekem papa Hamor baa Yakob nkyɛn ne no bɛkasae. 7 Nanso Yakob mma no tee nea asi, na ntɛm pa ara wofi wuram bae. Asɛm no yɛɛ wɔn yaw, na wɔn bo fuwii denneennen, efisɛ Yakob babea a ɔne no dae no,+ na ɛyɛ animguase ma Israel, na na ɛyɛ akyiwade.+

8 Hamor ne wɔn kasae sɛ: “Mo babea no, me ba Sekem pɛ no paa.* Enti mesrɛ mo momfa no mma no aware, 9 na momma yɛnwareware yɛn ho.* Momfa mo mma mmea mma yɛn na mo nso monware yɛn mma mmea.+ 10 Mubetumi ne yɛn atena, asaase no da hɔ ma mo. Montena ha na munni gua, na momma mo ani nka ha.” 11 Afei Sekem ka kyerɛɛ Dina papa ne ne nuanom sɛ: “Mesrɛ mo, momma minnya mo anim dom, na biribiara a mubebisa no mede bɛma mo. 12 Tiade ne akyɛde biara a mubegye me no, sɛ ɛso sɛ dɛn koraa a, metua.+ Nea ehia me ara ne sɛ mode ababaa no bɛma me aware.”

13 Na Yakob mma mmarima no daadaa Sekem ne ne papa Hamor, efisɛ na Sekem agu wɔn nuabea Dina ho fĩ. 14 Asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ: “Yɛrentumi nyɛ saa. Yɛrentumi mfa yɛn nuabea mma ɔbarima a ontwaa twetia,*+ efisɛ ɛyɛ animguase ma yɛn. 15 Sɛ yɛbɛpene so a, gye sɛ moyɛ eyi: monyɛ sɛ yɛn na momma mmarima a wɔwɔ mo mu nyinaa ntwa twetia.+ 16 Moyɛ saa a, yɛde yɛn mma mmea bɛma mo na yɛn nso yɛaware mo mma mmea, na yɛne mo bɛtena sɛ nnipa baako. 17 Na sɛ moantie antwa twetia a, ɛnde yɛbɛfa yɛn nuabea* no na yɛakɔ.”

18 Asɛm no yɛɛ Hamor+ ne ne ba Sekem+ dɛ. 19 Aberante no antwentwɛn ne nan ase koraa sɛ ɔbɛyɛ nea wɔaka no,+ efisɛ na n’ani gye Yakob babea no ho, na na aberante no wɔ anuonyam sen ne papa fifo nyinaa.

20 Enti Hamor ne ne ba Sekem kɔɔ wɔn kurow pon ano,+ na wɔka kyerɛɛ kurom hɔ mmarima sɛ: 21 “Mmarima yi pɛ sɛ wɔne yɛn tena asomdwoe mu. Enti momma wɔntena asaase yi so na wonni gua wɔ so, efisɛ asaase nyɛ na wɔ ha. Yebetumi aware wɔn mma mmea na yɛde yɛn mma mmea ama wɔn.+ 22 Nanso sɛ wɔbɛpene so ne yɛn atena na wɔne yɛn ayɛ baako a, ɛsɛ sɛ yɛn mmarima nyinaa twa twetia sɛnea wɔatwa twetia no.+ 23 Ɛba saa a, wɔn agyapade, wɔn ahode, ne wɔn nyɛmmoa nyinaa, ɛremmedi yɛn nsam anaa? Enti momma yɛmpene nea wɔaka no so na wɔne yɛn ntena.” 24 Enti wɔn a wɔfa kurow no pon ano fi adi nyinaa tiee Hamor ne ne ba Sekem, na mmarima a wɔfa kurow pon ano fi adi nyinaa twaa twetia.

25 Afei ne nnansa so a ɛyaw no da so wɔ hɔ no, Yakob mma baanu, Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuanom,+ faa sekan, na wɔkɔɔ kurow no mu bere a obiara ani nna, na wokokunkum mmarima no nyinaa.+ 26 Wɔde sekan kum Hamor ne ne ba Sekem nso. Afei wɔfaa Dina fii Sekem fi hɔ, na wɔkɔe. 27 Yakob mma a wɔaka no nso bɛtoo mmarima a wɔakunkum wɔn no so, na wɔfaa kurow no mu nneɛma nyinaa, efisɛ na wɔagu wɔn nuabea no ho fĩ.+ 28 Wɔfaa wɔn nguan, wɔn anantwi, wɔn mfurum; nea ɛwɔ kurow no mu ne nea ɛwɔ wuram nyinaa. 29 Afei nso, wɔfaa wɔn ho nneɛma nyinaa, na wɔfaa wɔn mma ne wɔn yerenom kɔe, na biribiara a wɔn nsa kae wɔ wɔn afi mu no, wɔfae.

30 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi+ sɛ: “Moakɔfa ɔhaw* kɛse abɛto me so, na moama me ho abɔn Kaananfo ne Perisifo; asaase yi sofo nyinaa. Me ho nnipa sua, na wɔbɛboaboa wɔn ano abekum me atɔre me ne me fifo ase.” 31 Ɛnna wobuae sɛ: “Yɛntena hɔ mma obi nyɛ yɛn nuabea sɛ tuutuuni anaa?”

35 Ɛno akyi no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Sɔre kɔ Betel+ kɔtena hɔ, na si afɔremuka wɔ hɔ ma nokware Nyankopɔn a oyii ne ho adi kyerɛɛ wo bere a woreguan wo nua Esau no.”+

2 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne fifo ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ: “Montow ananafo anyame a ɛwɔ mo ho no nyinaa ngu,+ na montew mo ho na monsesa mo ntaade, 3 na momma yɛnkɔ Betel. Mesi afɔremuka wɔ hɔ ama nokware Nyankopɔn a otiee me wɔ m’ahohia mu na wadi m’akyi wɔ m’akwantu nyinaa mu no.”+ 4 Enti ananafo anyame a ɛwɔ wɔn ho nyinaa ne asomuade a ɛhyehyɛ wɔn no, wɔde maa Yakob, na ɔde siee dua kɛse bi ase wɔ baabi a ɛbɛn Sekem.

5 Wɔn akwantu no mu no, Onyankopɔn ho hu tɔɔ nkurow a atwa wɔn ho ahyia no so, enti wɔantiw Yakob mma no. 6 Na Yakob ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa koduu Lus+ anaa Betel a ɛwɔ Kaananfo asaase so no. 7 Osii afɔremuka wɔ hɔ, na ɔfrɛɛ hɔ El-Betel,* efisɛ bere bi a ɔreguan afi ne nua no nkyɛn no, ɛhɔ na nokware Nyankopɔn no yii ne ho adi kyerɛɛ no.+ 8 Akyiri yi, Debora+ a na ɔhwɛ Rebeka no wui, na wosiee no odum kɛse bi ase wɔ Betel anaafo. Enti ɔtoo hɔ din Alon-Bakut.*

9 Onyankopɔn san yii ne ho adi kyerɛɛ Yakob bere a ofi Padan-Aram reba no, na ohyiraa no. 10 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo din de Yakob.+ Nanso wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Israel.” Enti ofii ase frɛɛ no Israel.+ 11 Afei Onyankopɔn san ka kyerɛɛ no sɛ: “Mene ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn.+ Monwo na monnɔɔso.+ Aman ne aman asafodɔm ne ahemfo befi wo mu aba.*+ 12 Na asaase a mede ama Abraham ne Isak no, mede bɛma wo ne w’asefo*+ a wobedi w’akyi aba no.” 13 Ɛno akyi no, Onyankopɔn fii baabi a ɔne no kasae no kɔɔ soro.

14 Afei Yakob de ɔbo yɛɛ edum sii baabi a ɔne no kasae no, na ohwiee nsã guu so de bɔɔ afɔre, na ohwiee ngo guu so.+ 15 Na Yakob kɔɔ so frɛɛ baabi a Onyankopɔn ne no kasae no Betel.+

16 Afei wotu fii Betel, na bere a wokoduu baabi a ɛne Efrat ntam twe kakra no, awo kaa Rahel, na awo no mu yɛɛ den. 17 Nanso bere a n’awo mu yɛɛ den no, nea ɔregye no awo no kae sɛ: “Nsuro, na wobɛsan anya ɔbabarima yi nso.”+ 18 Bere a ne nkwa* refi ne mu no, (saa bere no na ɔrewu) ɔtoo abofra no din Ben-Oni,* nanso ne papa frɛɛ no Benyamin.*+ 19 Enti Rahel wui, na wosiee no Efrat anaa Betlehem+ kwan so. 20 Yakob yɛɛ edum sii ne da so. Ɛyɛ edum a esi Rahel da so besi nnɛ.

21 Ɛno akyi no, Israel fii hɔ kosii ne ntamadan wɔ Eder aban no akyi baabi. 22 Bere a Israel te asaase no so no, da bi Ruben ne ne papa mpena* Bilha dae, na Israel tee.+

Ná Yakob mma mmarima no yɛ 12. 23 Mma a ɔne Lea woe ne Ruben,+ a ɔyɛ Yakob ba panyin, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, ne Sebulon. 24 Mma a ɔne Rahel woe ne Yosef ne Benyamin. 25 Na Rahel abaawa Bilha nso mma a ɔne no woe ne Dan ne Naftali. 26 Lea abaawa Silpa mma a ɔne no woe ne Gad ne Aser. Eyinom ne Yakob mma mmarima a wɔwoo wɔn wɔ Padan-Aram.

27 Afei Yakob koduu ne papa Isak nkyɛn wɔ Mamre,+ wɔ Kiriat-Arba, kyerɛ sɛ Hebron, baabi a Abraham ne Isak tenae sɛ ahɔho no.+ 28 Mfe a Isak dii nyinaa yɛ 180.+ 29 Afei Isak guu ahome a etwa to na owui. Ná wanyin abɔ akwakoraa adi nna amee, na ɔne n’agyanom kɔdae.* Ne mma Esau ne Yakob na wosiee no.+

36 Esau anaa Edom+ ho nsɛm ni.

2 Esau waree Kaananfo mmea: Hitini Elon+ ba Ada;+ ne Anah ba Oholibama+ a ɔyɛ Hiwini Sibeon banana; 3 ne Ismael ba Basemat+ a ɔyɛ Nebaiot nuabea.+

4 Na Esau ne Ada woo Elifas, na ɔne Basemat nso woo Reuel,

5 ɛnna ɔne Oholibama woo Yeus, Yalam, ne Kora.+

Eyinom ne mma mmarima a Esau woo wɔn wɔ Kaanan asaase so. 6 Afei Esau faa ne yerenom ne ne mma mmarima, ne mma mmea, nnipa* a wɔwɔ ne fi nyinaa, ne n’anantwi ne mmoa foforo, ne agyapade a wanya+ wɔ Kaanan nyinaa, na ofii ne nua Yakob nkyɛn kɔɔ asaase foforo so.+ 7 Nea ɛwom ne sɛ, na wɔn agyapade dɔɔso dodo sɛ wobetumi atena faako, na na asaase a wɔte so* no sua ma wɔn mmoa. 8 Enti Esau kɔtenaa Seir mmepɔw mu.+ Esau, ɔno ara ne Edom.+

9 Edomfo a wɔtenaa Seir+ mmepɔw mu no, wɔn agya Esau ho nsɛm ni.

10 Esau mma mmarima no din ni: Esau yere Ada ba Elifas, ne ne yere Basemat ba Reuel.+

11 Elifas mma ne Teman,+ Omar, Sefo, Gatam, ne Kenas.+ 12 Esau ba Elifas faa Timna sɛ ne mpena,* na akyiri yi Elifas ne no woo Amalek.+ Eyinom ne Esau yere Ada mma.

13 Reuel mma ni: Nahat, Sera, Samma, ne Misa. Eyinom ne Esau yere Basemat+ mma.

14 Esau yere Oholibama a ne papa de Anah, a ne banana de Sibeon no mma a ɔne Esau woe ni: Yeus, Yalam, ne Kora.

15 Eyinom ne Esau asefo a wɔbɛyɛɛ abusua mpanyimfo:+ Esau ba panyin Elifas mma ni: Abusuapanyin Teman, Abusuapanyin Omar, Abusuapanyin Sefo, Abusuapanyin Kenas,+ 16 Abusuapanyin Kora, Abusuapanyin Gatam, ne Abusuapanyin Amalek. Eyinom ne Elifas mma+ a wɔbɛyɛɛ abusua mpanyimfo wɔ Edom asaase so. Eyinom nyinaa yɛ Ada mma.

17 Esau ba Reuel mma ni: Abusuapanyin Nahat, Abusuapanyin Sera, Abusuapanyin Samma, Abusuapanyin Misa. Eyinom ne Reuel mma a wɔbɛyɛɛ abusua mpanyimfo wɔ Edom+ asaase so. Eyinom nyinaa yɛ Esau yere Basemat mma.

18 Esau yere Oholibama mma ni: Abusuapanyin Yeus, Abusuapanyin Yalam, ne Abusuapanyin Kora. Eyinom ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Anah ba no mma a wɔbɛyɛɛ abusua mpanyimfo.

19 Eyinom ne Esau mma ne abusua mpanyimfo. Ɔno ara ne Edom.+

20 Horini Seir mma a wɔyɛ asaase no sofo ni:+ Lotan, Sobal, Sibeon, Anah,+ 21 Dison, Eser, ne Disan.+ Eyinom ne Horini Seir mma a wɔbɛyɛɛ abusua mpanyimfo wɔ Edom.

22 Lotan mma ne Hori ne Hemam, na Lotan nuabea ne Timna.+

23 Sobal mma ni: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo, ne Onam.

24 Sibeon+ mma ni: Aiya ne Anah. Anah yi na bere a ɔrehwɛ ne papa Sibeon mfurum no, ohuu nsuti a epuw nsuɔhyew wɔ sare so no.

25 Anah mma ni: Dison ne Oholibama a ɔyɛ Anah babea.

26 Dison mma ni: Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.+

27 Eser mma ni: Bilhan, Saawan, ne Akan.

28 Disan mma ni: Us ne Aran.+

29 Horifo abusua mpanyimfo ni: Abusuapanyin Lotan, Abusuapanyin Sobal, Abusuapanyin Sibeon, Abusuapanyin Anah, 30 Abusuapanyin Dison, Abusuapanyin Eser, ne Abusuapanyin Disan.+ Eyinom ne Horifo abusua mpanyimfo a na wɔwɔ Seir asaase so.

31 Ahemfo a wodii Edom+ asaase so ansa na Israelfo* rebenya ɔhene adi wɔn so ni:+ 32 Beor ba Bela bedii hene wɔ Edom, na na ne kurow din de Dinhaba. 33 Bela wui no, Sera a ofi Bosra ba Yobab bedii n’ade. 34 Bere a Yobab wui no, Husam a ofi Temanfo asaase so bedii n’ade. 35 Husam wui no, Bedad ba Hadad a odii Midianfo+ so nkonim wɔ Moab asaase so no bedii n’ade, na na ne kurow din de Awit. 36 Hadad wui no, Samla a ofi Masreka bedii n’ade. 37 Bere a Samla wui no, Saul a ofi Rehobot a ɛwɔ Asubɔnten no ho no bedii n’ade. 38 Saul wui no, Akbor ba Baal-Hanan bedii n’ade. 39 Bere a Akbor ba Baal-Hanan wui no, Hadar bedii n’ade; ná ne kurow din de Pau. Ná ne yere de Mehetabel, na Mesahab ba Matred na ɔwoo no.

40 Enti eyinom ne Esau asefo a wɔbɛyɛɛ abusua mpanyimfo no din, wɔn mmusua, ne wɔn nkurow: Abusuapanyin Timna, Abusuapanyin Alwa, Abusuapanyin Yetet,+ 41 Abusuapanyin Oholibama, Abusuapanyin Ela, Abusuapanyin Pinon, 42 Abusuapanyin Kenas, Abusuapanyin Teman, Abusuapanyin Mibsar, 43 Abusuapanyin Magdiel, ne Abusuapanyin Iram. Eyinom ne Edom abusua mpanyimfo, wɔn nkurow, ne wɔn nsaase.+ Edomfo agya Esau+ ho nsɛm ni.

37 Yakob kɔɔ so tenaa Kaanan asaase a ne papa kɔsoɛɛ so no so.+

2 Yakob ho nsɛm ni.

Bere a Yosef+ yɛ aberantewa a wadi mfe 17 no, na ɔne ne papa yerenom Bilha+ ne Silpa+ mma rehwɛ nguan.+ Yosef bɛkaa wɔn ho asɛmmɔne kyerɛɛ wɔn papa. 3 Saa bere no, na Israel dɔ Yosef sen ne mma no nyinaa,+ efisɛ na ɔyɛ ne nkwakoraabere mu ba, na ɔma wɔpam ataade soronko bi* maa no. 4 Bere a ne nuanom hui sɛ wɔn papa dɔ no sen wɔn nyinaa no, wɔfaa ne ho tan, na na wɔne no nkasa abodwo so.

5 Akyiri yi, Yosef soo dae, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom;+ ɛno maa ɔtan no yɛɛ kɛse. 6 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mesrɛ mo, muntie dae bi a maso. 7 Nea ɛbae ne sɛ, na yɛwɔ wuram rekyekyere hwiit atifi atifi. Afei me hwiit a makyekyere no sɔre gyinae, na mo de no twaa me de no ho hyiae na ɛkotow no.”+ 8 Ɛnna ne nuanom bisaa no sɛ: “Worebɛyɛ ɔhene adi yɛn so anaa?”+ Ne dae yi ne nsɛm a ɔkae no nti, wɔtan no sen kan no.

9 Ɛno akyi no, ɔsoo dae foforo, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Maso dae foforo. Saa dae yi de, mihui sɛ owia ne ɔsram ne nsoromma 11 rekotow me.”+ 10 Ɔka kyerɛɛ ne papa ne ne nuanom, na ne papa kaa n’anim bisaa no sɛ: “Dae a woaso yi kyerɛ dɛn? Me ne wo maame ne wo nuanom nyinaa bɛba w’anim abɛkotow wo anaa?” 11 Afei ne nuanom ani beree no,+ nanso ne papa de asɛm no siee ne tirim.

12 Afei, ne nuanom de wɔn papa nguan kɔɔ adidi wɔ baabi a ɛbɛn Sekem.+ 13 Akyiri yi, Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Sɛ́ wunim sɛ wo nuanom rehwɛ nguan wɔ Sekem mpɔtam hɔ? Bra na mensoma wo wɔn nkyɛn.” Na obuae sɛ: “Mate, mɛkɔ!” 14 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, kɔ na kɔhwɛ sɛnea wo nuanom ne mmoa no ho te, na bɛka kyerɛ me.” Enti ɔsomaa no fii Hebron+ Bon mu* kɔɔ Sekem. 15 Akyiri yi, ɔbarima bi hui sɛ wayera nenam wuram baabi. Ɛnna ɔbarima no bisaa no sɛ: “Dɛn na worehwehwɛ?” 16 Obuae sɛ: “Merehwehwɛ me nuanom. Mesrɛ wo, ɛhe na wɔde nguan no kɔ?” 17 Ɔbarima no kae sɛ: “Wɔafi ha kɔ. Metee sɛ wɔreka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ Dotan.’” Enti Yosef tiw ne nuanom, na okohuu wɔn wɔ Dotan.

18 Ne nuanom huu no wɔ akyirikyiri sɛ ɔreba, na wofii ase hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akum no. 19 Wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Monhwɛ, ɔdaesofo+ no na ɔreba no! 20 Mommra mma yenkum no nto nsubura yi bi mu, na yɛnkɔka sɛ aboa bi akyere no awe, na yɛnhwɛ nea ne dae no bɛkɔ akosi.” 21 Bere a Ruben+ tee no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ obegye no afi wɔn nsam. Enti ɔkae sɛ: “Mommma yennkum no.”+ 22 Ruben ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnhwie mogya nngu.+ Mommfa mo nsa nnka no;*+ momfa no nto abura bi mu wɔ sare so ha.” Ná n’adwene nyinaa ne sɛ obegye no afi ne nuanom nsam de no asan akɔma ne papa.

23 Enti bere a Yosef duu ne nuanom nkyɛn ara pɛ na wɔworɔw n’ataade fɛfɛ a ɛhyɛ no no;+ 24 afei wɔde no too abura no mu. Saa bere no na nsu biara nni abura no mu.

25 Afei wɔtenaa ase sɛ wɔredidi. Na bere a wɔmaa wɔn ani so no, wohui sɛ Ismaelfo+ akwantufo bi fi Gilead reba. Ná wɔn yoma soso labdanum ne balsam aduhuam ne dua abona*+ a wɔde rekɔ Egypt. 26 Ɛnna Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Sɛ yekum yɛn nua yi na yɛkata so* a, mfaso bɛn na yebenya?+ 27 Mommma yɛmmfa yɛn nsa nnka no; momma yɛntɔn no+ mma Ismaelfo yi. Ɛyɛ dɛn ara a, ɔyɛ yɛn nua ne yɛn honam.” Enti wotiee wɔn nua no. 28 Afei bere a Midianfo+ aguadifo no rebetwam no, woyii Yosef fii abura no mu, na wɔtɔn no maa Ismaelfo no gyee nnwetɛbona 20,+ na wɔde Yosef kɔɔ Egypt.

29 Akyiri yi, Ruben baa abura no ho, nanso na Yosef nni abura no mu. Ohuu saa no, osuan n’ataade mu. 30 Bere a ɔsan baa ne nuanom nkyɛn no, ɔteɛɛm sɛ: “Abofra no nni hɔ! Ɛdɛn koraa na mɛyɛ?”

31 Nea ɛbae ne sɛ, wɔfaa Yosef ataade no, na wokum apɔnkye de ataade no bɔɔ mogya no mu. 32 Na wɔde Yosef ataade no kɔmaa wɔn papa na wɔkae sɛ: “Yekohuu ataade yi wɔ baabi. Yɛsrɛ wo, hwɛ sɛ ɛyɛ wo ba no ataade anaa.”+ 33 Na ɔdannan ataade no hwɛe, na ɔteɛɛm sɛ: “Ɛyɛ me ba no dea! Gyama aboa bi akyere no awe! Ɛbɛyɛ sɛ watetew Yosef mu!” 34 Ɛnna Yakob suan n’ataade mu, na ɔde awerɛhow ntama* sii n’asen suu ne ba no nna pii. 35 Ne mma mmarima ne ne mma mmea nyinaa yɛɛ biara sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ, nanso wantie, na ɔkae sɛ: “Mede awerɛhow bɛkɔ me ba no nkyɛn wɔ Ɔdamoa* mu!”+ Na ne papa kɔɔ so ara suu no.

36 Midianfo no nso kɔtɔn no wɔ Egypt maa Potifar a ɔyɛ Farao mpanyimfo no mu baako,+ awɛmfo so panyin no.+

38 Emu hɔ baabi no, Yuda fii ne nuanom nkyɛn kosii ne ntamadan wɔ baabi a ɛbɛn ɔbarima bi a ofi Adulam a ne din de Hira. 2 Ɛhɔ na Yuda huu Kaananni+ bea bi a ne papa din de Sua, enti ɔwaree no, na ɔne no dae. 3 Ɔbea no nyinsɛnee, na akyiri yi, ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo no din Er.+ 4 Onyinsɛnee bio woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Onan. 5 Ɔsan woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Sela. Ɔwoe no, na ɔwɔ* Aksib.+

6 Akyiri yi, Yuda ware maa ne ba panyin Er; ná wɔfrɛ ɔbea no Tamar.+ 7 Nanso Yuda ba panyin Er anyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani, enti Yehowa kum no. 8 Ɛno nti Yuda ka kyerɛɛ Onan sɛ: “Ware wo nua yere, na wo ma wo nua no.”+ 9 Nanso na Onan nim sɛ mma a ɔbɛwo wɔn no renyɛ ne dea.+ Enti sɛ ɔne ne nua yere no da a, na wama ne ho nsu asen agu fam asɛe, na wamma ne nua no annya mma.+ 10 Nea ɔyɛe no, na ɛyɛ bɔne wɔ Yehowa ani so, enti okum ɔno nso.+ 11 Yuda ka kyerɛɛ n’asebea Tamar sɛ: “Kɔtena wo papa fi na yɛ okunafo kosi sɛ me ba Sela benyin.” Nanso Yuda kae wɔ ne tirim sɛ: “Anhwɛ a na ɔno nso awu te sɛ ne nuanom.”+ Ɛnna Tamar kɔtenaa ne papa fi.

12 Bere bi akyi no, Yuda yere a ɔyɛ Sua+ babea no wui, na Yuda yɛɛ n’ayi. Akyiri yi, ɔne n’adamfo Hira a ofi Adulam+ no kɔɔ wɔn a wotwitwa ne nguan ho nwi no hɔ wɔ Timna.+ 13 Obi bɛka kyerɛɛ Tamar sɛ: “Hwɛ, w’asebarima rekɔ Timna akotwitwa ne nguan ho nwi.” 14 Ɛnna oyii ataade a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ okunafo no guu hɔ, na ɔde ntama kataa ne kɔn mu de nkataanim kataa n’anim, na ɔkɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timna kwan so, efisɛ na wahu sɛ Sela anyin nanso wɔmfaa no mmaa no aware.+

15 Bere a Yuda ani bɔɔ no so no, osusuwii sɛ ɔyɛ tuutuuni, efisɛ na wakata n’anim. 16 Enti ɔman kɔɔ ne nkyɛn kae sɛ: “Mesrɛ wo, ma me ne wo nna.” Ná onnim sɛ ɛyɛ n’asebea.+ Ɛnna ɔbea no kae sɛ: “Dɛn na wode bɛma me ansa na wo ne me ada?” 17 Ɛnna Yuda kae sɛ: “Mɛsoma ma wɔde apɔnkye ba abrɛ wo.” Na ɔbea no bisaa no sɛ: “Dɛn na wode bedi agyinam ansa na wode aba?” 18 Na ɔkae sɛ: “Dɛn na memfa nni agyinam?” Obuae sɛ: “W’ahyɛnsode kawa+ ne wo hama ne wo poma.” Ɛnna ɔde maa no, na ɔne no dae ma onyinsɛnee. 19 Afei ɔsɔre koyii ne nkataanim no guu hɔ, na ɔhyɛɛ ne kuna ataade no.

20 Afei Yuda somaa n’adamfo a ofi Adulam+ no sɛ ɔmfa apɔnkye ba no nkɔ na onkogye nea ɔde dii agyinam no mfi ɔbea no hɔ mmra, nanso wanhu no. 21 Obisabisaa nnipa a wɔwɔ kurom hɔ no sɛ: “Tuutuuni* bea a ɔtaa tena Enaim kwankyɛn no wɔ he?” Ɛnna wɔkae sɛ: “Tuutuuni biara mmaa ha da.” 22 Afei ɔsan n’akyi kɔbɔɔ Yuda amanneɛ sɛ: “Manhu ɔbea no, na kurom hɔfo nso se, ‘Tuutuuni biara mmaa ha da.’” 23 Ɛnna Yuda kae sɛ: “Ma ɔmfa na yɛn anim angu ase. Me de, mede apɔnkye no somae, hu na woanhu no.”

24 Afei bɛyɛ abosome abiɛsa akyi no, obi ka kyerɛɛ Yuda sɛ: “W’asebea Tamar adan tuutuuni, na ɛnam so ma wanyinsɛn.” Ɛnna Yuda kae sɛ: “Momfa no mmra na wɔnhyew no.”+ 25 Bere a wɔde no reba no, ɔsoma kɔɔ n’asebarima hɔ kɔkae sɛ: “Ɔbarima a nneɛma yi yɛ ne dea no, ɔno na ɔne me anyinsɛn.” Ɔtoaa so sɛ: “Mesrɛ wo, hwɛ sɛ ahyɛnsode kawa ne hama ne poma yi yɛ hena dea.”+ 26 Ɛnna Yuda hwɛe, na ɔkae sɛ: “Ɔbea yi yɛ ɔtreneeni sen me, efisɛ mamfa no amma me ba Sela.”+ Na ɔne no anna bio.

27 Afei n’awo duu so no, na nta na ɛwɔ ne yam. 28 Ɔrewo no, mmofra no baako yii ne nsa puei, na nea ogye awo no de hama kɔkɔɔ kyekyeree ne nsa, na ɔkae sɛ: “Oyi na odii kan bae.” 29 Nanso bere a ɔtwee ne nsa kɔɔ mu no, ɛhɔ ara na ne nua no fii adi; enti nea ɔregye awo no kae sɛ: “Hwɛ sɛ woapae apue!” Enti wɔtoo no din Peres.*+ 30 Afei ne nua a wɔde hama kɔkɔɔ kyekyeree ne nsa no dii akyi bae, na wɔtoo no din Sera.+

39 Wɔde Yosef kɔɔ Egypt,+ na Egyptni Potifar a ɔyɛ Farao mpanyimfo no mu baako,+ awɛmfo so panyin no, tɔɔ no fii Ismaelfo+ a wɔde no kɔɔ hɔ no nkyɛn. 2 Nanso Yehowa dii Yosef akyi,+ enti esii no yiye, na ne wura Egyptni no de ne fi hɔ nneɛma hyɛɛ ne nsa. 3 Afei ne wura no hui sɛ Yehowa di n’akyi, na biribiara a ɔde ne nsa beso mu no, Yehowa ma ɛyɛ yiye.

4 Yosef nyaa n’anim dom na ɔbɛyɛɛ ne somfo a ɔbɛn no. Enti ɔde ne fi hyɛɛ ne nsa na ɔma ɔhwɛɛ biribiara a ɔwɔ so. 5 Efi bere a ɔde ne fi hyɛɛ ne nsa na ɔma ɔhwɛɛ biribiara a ɔwɔ so no, Yosef nti Yehowa hyiraa Egyptni no fi; Yehowa hyiraa nea ɔwɔ nyinaa so, nea ɛwɔ ofie ne nea ɛwɔ afuw mu.+ 6 Eduu baabi no, na ne biribiara wɔ Yosef nsam. Enti wamfa biribiara anhaw ne ho; aduan a obedi nko ara na na ɛho asɛm hia no. Afei nso, Yosef nyin bɛyɛɛ ɔbarima mũ a ne ho yɛ fɛ.

7 Akyiri yi, ne wura yere de n’ani sii no so, na ɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Wo ne me mmɛda.” 8 Nanso wampene, na ɔka kyerɛɛ ne wura yere no sɛ: “Hwɛ, nea ɛkɔ so wɔ ofie ha nyinaa, me wura agyaw ama me, na ɔde biribiara a ɔwɔ ahyɛ me nsa. 9 Obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛse sen me wɔ ofie ha, na ɔmfa biribiara nkame me gye wo, efisɛ woyɛ ne yere. Enti ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?”+

10 Enti da biara, na ɔde asɛm no guan Yosef ho, nanso wampene sɛ ɔne no bɛda anaa ɛbɛka ɔne ɔbea no nko ara. 11 Da bi, ɔkɔɔ fie hɔ sɛ ɔrekɔyɛ n’adwuma, na na nkoa a wɔwɔ ofie hɔ no mu biara nni hɔ. 12 Afei ɔbea no soo n’ataade mu kae sɛ: “Wo ne me mmɛda!” Nanso ogyaw n’ataade no maa no na oguan fii adi. 13 Bere a ɔbea no hui sɛ Yosef agyaw n’ataade wɔ ne nsam na waguan afi adi no, 14 ofii ase teɛteɛɛm frɛɛ mmarima a wɔwɔ ofie hɔ sɛ: “Monhwɛ! Wakɔfa Hebrini barima yi aba sɛ ommedi yɛn ho agoru. Ɔbaa me nkyɛn sɛ ɔne me rebɛda, ɛnna meteɛteɛɛm denneennen. 15 Bere a ɔtee sɛ mereteɛteɛm no, ogyaw n’ataade wɔ me nkyɛn, na oguan fii adi.” 16 Ɛno akyi no, ɔde ataade no guu ne nkyɛn kosii sɛ ne wura no baa fie.

17 Na ɔkaa asɛm koro no ara kyerɛɛ no sɛ: “Hebrini akoa a wokɔfaa no baa ha yi baa me nkyɛn sɛ ɔrebedi me ho agoru. 18 Nanso bere a meteɛteɛɛm denneennen no, ntɛm ara na ogyaw n’ataade wɔ me nkyɛn, na oguan fii adi.” 19 Bere a ne wura tee asɛm a ne yere kae sɛ: “Sɛɛ ne sɛɛ na w’akoa no ayɛ me” no, ɛhyɛɛ no abufuw. 20 Enti Yosef wura no de no kɔtoo afiase, baabi a ɔhene nneduafo gu no, na ɔkaa afiase hɔ.+

21 Nanso Yehowa kɔɔ so ara dii Yosef akyi, na ɔdaa ne dɔ a enni huammɔ adi kyerɛɛ no, na ɔma onyaa ɔpanyin a ɔhwɛ afiase hɔ no anim dom.+ 22 Enti afiase panyin no de nnipa a wogu afiase hɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na ɔno na na ɔhwɛ ma wɔyɛ biribiara wɔ hɔ.+ 23 Na biribiara a ɛhyɛ Yosef nsa no, afiase panyin no anhaw ne ho wɔ ho, efisɛ na Yehowa di Yosef akyi, na nea ɔyɛe biara, Yehowa hwɛ ma ɛyɛɛ yiye.+

40 Nsɛm yi akyi no, Egypt hene nsahyɛfo panyin+ ne ne paanootofo panyin yɛɛ bɔne tiaa wɔn wura, Egypt hene no. 2 Enti Farao bo fuw ne mpanyimfo baanu no, nsahyɛfo panyin ne paanootofo panyin no.+ 3 Ɛnna ɔde wɔn koguu afiase wɔ awɛmfo so panyin no fi,+ baabi a Yosef da no.+ 4 Awɛmfo so panyin no de wɔn maa Yosef sɛ ɔnsom wɔn,+ na wɔkyɛe kakra* wɔ afiase hɔ.

5 Da koro anadwo, Egypt hene nsahyɛfo ne paanootofo a wɔda afiase hɔ no mu biara soo dae; ɛsono obiara dae no nkyerɛase. 6 Ade kyee anɔpa a Yosef baa wɔn nkyɛn no, ohui sɛ wɔn anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ. 7 Ɛnna obisaa Farao mpanyimfo a ɔne wɔn da afiase wɔ ne wura fi no sɛ: “Adɛn nti na nnɛ mo anim ayɛ bosaa saa?” 8 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛn mu biara aso dae, nanso obiara nni ha a ɔbɛkyerɛ ase ama yɛn.” Ɛnna Yosef bisaa wɔn sɛ: “Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛ dae ase?+ Mesrɛ mo, monka nkyerɛ me.”

9 Enti nsahyɛfo panyin no kaa ne dae no kyerɛɛ Yosef sɛ: “Mesoo dae no, na bobe dua si m’anim. 10 Na bobe no yiyii nkorabata abiɛsa na ɛfefɛwee. Afei eguu nhwiren na ɛsow aba asiaw asiaw, na aba no beree. 11 Ná mikura Farao kuruwa, na mefaa bobe aba no bi kyĩ guu kuruwa no mu. Na mede kuruwa no hyɛɛ Farao nsam.” 12 Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: “Ne nkyerɛase ni: Nkorabata abiɛsa no yɛ nnansa. 13 Aka nnansa na Farao ayi wo de wo dibea asan ama wo.+ Wode Farao kuruwa bɛhyɛ ne nsam sɛnea na woyɛ bere a wohyɛ no nsã no.+ 14 Na sɛ biribiara kɔ yiye ma wo a, kae me. Mesrɛ wo, da ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ me na ka me ho asɛm kyerɛ Farao na wommeyi me mfi ha. 15 Asɛm no ne sɛ, wɔkyeree me de me fii Hebrifo asaase so baa ha,+ na ɛha nso menyɛɛ hwee a ɛsɛ sɛ wɔde me bɛto afiase.”*+

16 Afei bere a paanootofo panyin no hui sɛ nkyerɛase no akɔ yiye no, ɔno nso ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Me nso me dae mu no, na mesõ nkɛntɛn a esisi so abiɛsa, na na paanoo fitaa wɔ emu biara mu. 17 Ná nnuan ahorow a wɔtõ ma Farao no nyinaa bi wɔ kɛntɛn a ɛwɔ soro no mu; esi me ti so nyinaa na nnomaa redi nnuan a ɛwom no.” 18 Ɛnna Yosef kae sɛ, “Ne nkyerɛase ni: Nkɛntɛn abiɛsa no yɛ nnansa. 19 Aka nnansa na Farao atwa wo ti afi so, na ɔbɛsɛn wo dua so, na nnomaa bedi wo nam.”+

20 Bere a nnansa no dui a Farao redi n’awoda+ no, ɔtow pon maa ne nkoa nyinaa, na oyii nsahyɛfo panyin ne paanootofo panyin no fii adi maa ne nkoa hui. 21 Ɔsan de nsahyɛfo panyin no dibea maa no, na ɔtoaa so hyɛɛ Farao nsã. 22 Na paanootofo panyin no de, ɔsɛn no, sɛnea Yosef kyerɛɛ dae no ase no.+ 23 Nanso nsahyɛfo panyin no ankae Yosef; ne werɛ fii no koraa.+

41 Mfe abien akyi no, Farao soo dae+ sɛ ogyina Asubɔnten Nil ho. 2 Ohui sɛ anantwi ason a wɔn ho yɛ fɛ na wɔadɔ srade apue afi asubɔnten no mu, na na wɔrewe sare a ɛwɔ Nil ho no.+ 3 Ɔsan huu anantwi ason foforo a wɔn ho yɛ tan na wɔafomfɔn sɛ wofi Nil no mu apue, na wobegyinagyinaa anantwi a wɔadɔ srade no nkyɛn wɔ Nil no ho. 4 Afei anantwi a wɔn ho yɛ tan na wɔafomfɔn no wee anantwi ason a wɔn ho yɛ fɛ na wɔadɔ srade no. Ɛhɔ ara na Farao ani tewee.

5 Ɔsan dae bio, na ɔsoo dae a ɛto so abien. Ohui sɛ hwiit* mmɛtem akɛse ason a ɛyɛ fɛ apuepue dua koro so.+ 6 Afei hwiit mmɛtem ason nteaanteaa a apuei mframa ama atwintwam nso dii akyi bae. 7 Na hwiit mmɛtem nteaanteaa no memenee hwiit mmɛtem akɛse ason a ɛyɛ fɛ no. Afei Farao ani tewee, na ohui sɛ ɛyɛ dae.

8 Ade kyee anɔpa no, na ne ho yeraw no. Enti ɔsoma kɔfrɛɛ Egypt akɔmfo ne anyansafo nyinaa bae, na ɔkaa ne dae no kyerɛɛ wɔn. Nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ Farao dae no ase.

9 Ɛhɔ na nsahyɛfo panyin no ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Mɛka me bɔne nnɛ. 10 Bere bi Farao bo fuw ne nkoa, enti ɔde me ne paanootofo panyin no nyinaa koguu afiase wɔ awɛmfo so panyin no fi.+ 11 Afei da bi anadwo yɛn baanu nyinaa sosoo dae. Ná ɛsono obiara dae ne ne nkyerɛase.+ 12 Saa bere no, na yɛne Hebrini aberante bi a ɔyɛ awɛmfo so panyin+ no akoa na ɛwɔ hɔ. Bere a yɛkaa yɛn dae no kyerɛɛ no no,+ ɔkyerɛɛ obiara de ase sɛnea ɛte. 13 Nea ɔkae no baa mu pɛpɛɛpɛ. Me nsa kaa me dibea bio, nanso ɔbarima baako no de, wɔsɛn no.”+

14 Enti Farao somae sɛ wonkoyi Yosef+ mfi afiase* mmra, na ntɛm ara wɔkɔfaa no bae.+ Oyii n’abogyesɛ,* na ɔsesaa n’ataade, ɛnna ɔkɔɔ Farao anim. 15 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Maso dae bi, nanso obiara ntumi nkyerɛ ase. Na mate wo nka sɛ wo de, wutumi kyerɛ dae ase.”+ 16 Ɛnna Yosef buaa Farao sɛ: “Me de, mene hena? Onyankopɔn na ɔbɛka asɛmpa akyerɛ Farao.”+

17 Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Mesoo dae no, na migyina Asubɔnten Nil ho. 18 Na mihui sɛ anantwi ason a wɔn ho yɛ fɛ na wɔadɔ srade apue afi Nil no mu, na na wɔrewe sare a ɛwɔ Nil ho no.+ 19 Afei mesan huu anantwi ason foforo a wɔn ho yɛ tan na wɔafomfɔn ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ sɛ wɔabegyinagyina hɔ. Minhuu anantwi a wɔn ho yɛ tan saa da wɔ Egypt asaase so baabiara. 20 Na anantwi a wɔafomfɔn na wɔn ho yɛ tan no wee anantwi ason a wɔadɔ srade no. 21 Nanso wɔwee wɔn wiei no, na wunhu mpo sɛ biribi akɔ wɔn yafunu mu, efisɛ na wɔn ho da so ara yɛ tan. Afei m’ani tewee.

22 “Ɛno akyi no, mesan soo dae hui sɛ hwiit mmɛtem akɛse ason a ɛyɛ fɛ apuepue dua koro so.+ 23 Afei hwiit mmɛtem ason nteaanteaa a atwintwam a apuei mframa atwe mu nsu nso bae. 24 Na hwiit mmɛtem nteaanteaa no memenee hwiit mmɛtem ason a ɛyɛ fɛ no. Mekaa eyinom nyinaa kyerɛɛ akɔmfo no,+ nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ me ase.”+

25 Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Farao dae no nyinaa yɛ asɛm koro. Nea nokware Nyankopɔn no rebɛyɛ na waka akyerɛ Farao.+ 26 Anantwi ason a wɔn ho yɛ fɛ no yɛ mfe ason, na hwiit mmɛtem ason a ɛyɛ fɛ no nso yɛ mfe ason. Dae no nyinaa yɛ asɛm koro. 27 Anantwi ason a wɔafomfɔn na wɔn ho yɛ tan no yɛ mfe ason, na hwiit mmɛtem a ammɔ yiye na apuei mframa atwe mu nsu no nso yɛ mfe ason a ɔkɔm bɛba. 28 Sɛnea maka akyerɛ Farao no, nea nokware Nyankopɔn no bɛyɛ na wayi akyerɛ Farao.

29 “Mfe ason reba a aduan bebu so wɔ Egypt asaase so baabiara. 30 Nanso ɛno akyi no ɔkɔm bɛba mfe ason, na nnipa renkae mpo sɛ aduan abu so wɔ Egypt asaase so pɛn. Eyi bɛyɛ ɔkɔm fitaa a ɛbɛka asaase no nyinaa.+ 31 Na ɔkɔm a ɛbɛba no ano den nti, biribiara nni hɔ a ɛbɛkyerɛ sɛ aduan abu so pɛn wɔ asaase no so. 32 Na dae no a Farao soo no mprenu no kyerɛ sɛ nokware Nyankopɔn no asi asɛm no so dua, na ɛrenkyɛ nokware Nyankopɔn no bɛyɛ nea waka no.

33 “Enti ma Farao nhwehwɛ ɔbarima a n’adwenem da hɔ a onim nyansa, na ɔnyɛ Egypt asaase so panyin. 34 Afei ma Farao mpaw ahwɛfo wɔ asaase no nyinaa so, na aduan biara a ɛbɛba Egypt asaase so no, wonnyigye nkyem anum mu baako bere a aduan abu so mfe ason no.+ 35 Na sɛ saa mmere pa no ba a, ma wonnyigye aduan a ɛbɛba biara na wɔmmoaboa ano mma Farao, na wɔnkora so wɔ nkurow akɛse mu mmɔ ho ban.+ 36 Sɛ ɔkɔm a ɛbɛba Egypt asaase so mfe ason no ba a, ma wɔmfa aduan a wɔde asie no mma ɔmanfo, na ɔkɔm no ampopa wɔn amfi asaase no so.”+

37 Farao ne n’ahemfi mpanyimfo nyinaa ani gyee asɛm no ho. 38 Enti Farao bisaa n’ahemfi mpanyimfo no sɛ: “Onipa bɛn na yebenya no te sɛ oyi a Onyankopɔn honhom wɔ no so?” 39 Afei Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Sɛ Onyankopɔn ama woahu eyinom nyinaa a, ɛnde obi foforo biara nni hɔ a n’adwenem da hɔ na onim nyansa sɛ wo. 40 Wo na wobɛhwɛ me fi so, na me manfo nyinaa betie wo wɔ biribiara mu.+ Agua a mete so yi nkutoo na mede bɛsen wo.” 41 Na Farao san ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Hwɛ, mereyɛ wo Egypt asaase nyinaa so panyin.”+ 42 Afei Farao yii ahyɛnsode kawa fii ne nsa de hyɛɛ Yosef nsa, na ɔde ataade a wɔde nwera pa ayɛ hyɛɛ no, ɛnna ɔde sika kɔkɔɔ kɔnmuade too ne kɔn mu. 43 Ɛno akyi no, ɔma ɔtenaa ɔhene teaseɛnam a ɛto so abien mu, na nkurɔfo teɛɛm dii n’anim sɛ “Awrek!”* Enti ɔyɛɛ no Egypt asaase nyinaa so panyin.

44 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef bio sɛ: “Mene Farao, nanso wommaa kwan a, obiara rentumi nyɛ biribiara* wɔ Egypt asaase so baabiara.”+ 45 Akyiri yi, Farao too Yosef din Safenat-Panea, na ɔde Asenat+ maa no aware. Asenat yɛ On* sɔfo Potifera babea. Yosef fii ase hwɛɛ nneɛma so wɔ* Egypt asaase so.+ 46 Bere a Yosef baa Egypt hene Farao anim* no, na wadi mfe 30.+

Afei Yosef fii Farao anim kokyinkyin Egypt asaase no so nyinaa. 47 Na mfe ason a ɔkae sɛ aduan bɛba no, asaase no maa nnɔbae bebree. 48 Aduan a ɛbaa Egypt asaase so mfe ason no, ɔboaboaa ne nyinaa ano, na wɔkoraa so wɔ nkurow akɛse mu. Nnɔbae a wonya fii afuw biara mu no, ɔkoraa so wɔ kurow kɛse a ɛbɛn hɔ mu. 49 Yosef boaboaa aduan ano ara ma ne dodow yɛɛ sɛ mpoano anwea. Eduu baabi no, wɔankari bio, efisɛ na wontumi mmu ano.

50 Ansa na ɔkɔm no reba no, Yosef ne On* sɔfo Potifera babea Asenat woo mma mmarima baanu.+ 51 Yosef too ne ba panyin no din Manase,*+ efisɛ ɔkae sɛ, “Onyankopɔn ama me werɛ afi m’amanehunu ne me papa fi nyinaa.” 52 Na ɔfrɛɛ nea ɔto so abien no Efraim,*+ efisɛ ɔkae sɛ, “Onyankopɔn ama m’ase atrɛw wɔ asaase a mabrɛ wɔ so no so.”+

53 Afei mfe ason a aduan buu so wɔ Egypt asaase so no baa awiei,+ 54 na ɔkɔm a Yosef kae sɛ ɛbɛba mfe ason no fii ase.+ Ɔkɔm no baa nsaase nyinaa so, nanso na aduan* wɔ Egypt asaase so baabiara.+ 55 Nkakrankakra ɔkɔm no duu Egypt asaase nyinaa so, na nkurɔfo su guu Farao so sɛ ɔmma wɔn aduan.*+ Ɛnna Farao ka kyerɛɛ Egyptfo nyinaa sɛ: “Monkɔ Yosef nkyɛn. Nea ɔbɛka akyerɛ mo biara, monyɛ.”+ 56 Ɔkɔm no kɔɔ so yɛɛ kɛse wɔ asaase nyinaa so.+ Bere a ɔkɔm no mu yɛɛ den wɔ Egypt asaase so no, Yosef buebuee adan a wɔkora aduan wom no nyinaa, na ɔtɔn aduan maa Egyptfo no.+ 57 Afei nnipa fi aman nyinaa mu baa Egypt bɛtɔɔ aduan fii Yosef hɔ, efisɛ na ɔkɔm no mu ayɛ den wɔ asaase nyinaa so.+

42 Bere a Yakob tee sɛ aduan* wɔ Egypt no,+ ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ: “Adɛn na motete hɔ na obiara rehwɛ ne yɔnko anim yi?” 2 Na ɔtoaa so sɛ: “Mate sɛ aduan wɔ Egypt. Monkɔ hɔ nkɔtɔ bi mmra sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtena ase, anyɛ saa a yebewuwu.”+ 3 Enti Yosef nuanom du+ siim kɔɔ Egypt sɛ wɔrekɔtɔ aduan. 4 Nanso Yosef nua Benyamin+ de, Yakob amma wankɔ bi, efisɛ ɔkae sɛ: “Anhwɛ a, na asiane bi akɔto no.”+

5 Enti Israel mma no kɔɔ Egypt sɛ wɔrekɔtɔ aduan, na wɔne ebinom boom kɔe, efisɛ na ɔkɔm no adu Kaanan asaase so.+ 6 Ná Yosef ne asaase no so panyin.+ Ɔno na na ɔtɔn aduan ma asaase sofo nyinaa.+ Enti Yosef nuanom bae bɛkotow no de wɔn anim butubutuw fam.+ 7 Bere a Yosef ani bɔɔ ne nuanom so no, ntɛm ara na ohuu wɔn, nanso wamma wɔanhu onipa ko a ɔyɛ.+ Enti opoopoo n’ani kyerɛɛ wɔn bisaa wɔn sɛ: “Ɛhe na mufi?” Ɛnna wobuae sɛ: “Yefi Kaanan asaase so, na yɛrebɛtɔ aduan.”+

8 Yosef huu ne nuanom, nanso wɔn de, wɔanhu no. 9 Ɛhɔ ara na Yosef kaee dae a ɔso faa wɔn ho no,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moyɛ akwansrafo!* Moaba asaase yi so sɛ morebɛhwɛ baabi a mofa a, mubenya yɛn!”* 10 Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura, ɛnte saa; mmom wo nkoa aba sɛ wɔrebɛtɔ aduan. 11 Yɛn nyinaa yɛ papa baako mma. Yɛnyɛ nnipabɔnefo. Wo nkoa nyɛ akwansrafo.” 12 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moboa! Moaba asaase yi so sɛ morebɛhwɛ baabi a mofa a, mubenya yɛn!” 13 Ɛnna wɔkae sɛ: “Wo nkoa yɛ anuanom 12.+ Yɛyɛ papa baako mma,+ na ɔwɔ Kaanan asaase so; yɛn nua kumaa no wɔ yɛn papa nkyɛn,+ na nea ɔka ho no nni hɔ bio.”+

14 Nanso Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛno ara na maka no, ‘Moyɛ akwansrafo!’ 15 Nea mede bɛsɔ mo ahwɛ ni: Farao te ase yi, moremfi ha nkɔ gye sɛ mo nua kumaa no aba ha.+ 16 Momma mo mu baako nkɔfa mo nua no mmra; mo a moaka no de, merennyaa mo. Ɛno na yɛde behu sɛ nea moreka no yɛ nokware anaa. Anyɛ saa a, ɛnde Farao te ase yi, yebebu mo akwansrafo.” 17 Ɛnna ɔde wɔn nyinaa guu afiase nnansa.

18 Ne nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Misuro Onyankopɔn, enti mepɛ sɛ moyɛ eyi na moanya mo ti adidi mu. 19 Sɛ monyɛ nnipabɔnefo a, momma mo mu baako nka afiase ha, na mo a moaka no mfa aduan nkɔma mo fifo a wɔredi kɔm no.+ 20 Mokɔ a, momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me na minhu sɛ asɛm a moaka no yɛ nokware, na moanwu.” Na wɔyɛɛ no saa.

21 Afei wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Ampa ara, nea yɛde yɛɛ yɛn nua no ho asotwe na ɛreba yɛn so yi,+ efisɛ yehui sɛ ɔwɔ ahoyeraw mu,* nanso bere a ɔsrɛe sɛ yenhu no mmɔbɔ no yɛantie. Ɛno nti na yɛrehu amane yi.” 22 Ɛnna Ruben ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Manka ankyerɛ mo sɛ monnyɛ abofra no bɔne, ɛnna moantie?+ Ne mogya ho akontaa na afei yɛrebu yi.”+ 23 Nanso na wonnim sɛ Yosef te nea wɔreka no nyinaa, efisɛ sɛ wɔne no kasa a, obi na ɔkyerɛ ase ma no. 24 Ɛnna ofii wɔn nkyɛn kosui.+ Bere a ɔsan bae ne wɔn bɛkasae no, oyii Simeon fii wɔn mu+ na ɔkyekyeree no wɔ wɔn anim.+ 25 Afei Yosef kae sɛ n’asomfo no mfa aduan nhyɛ obiara kotoku ma, wɔmfa obiara sika nhyɛ ne kotoku mu, na wɔmma wɔn akwansoduan. Na wɔyɛɛ saa maa wɔn.

26 Enti wɔhyehyɛɛ aduan no wɔ wɔn mfurum so, na wofii hɔ kɔe. 27 Bere a woduu ahomegyebea a wɔn mu baako san ne kotoku sɛ ɔrema n’afurum aduan no, ohui sɛ ne sika no hyɛ ne kotoku mu. 28 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Wɔde me sika asan ama me; monhwɛ sɛ ɛhyɛ me kotoku mu!” Afei wɔn koma tui, na wɔde ahopopo ka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Dɛn na Onyankopɔn ayɛ yɛn yi?”

29 Bere a wokoduu wɔn papa Yakob nkyɛn wɔ Kaanan asaase so no, wɔkaa nea ɛtoo wɔn nyinaa kyerɛɛ no sɛ: 30 “Ɔpanyin a ɔhwɛ asaase no so no poopoo n’ani kyerɛɛ yɛn,+ na ɔbɔɔ yɛn sobo sɛ yɛyɛ akwansrafo a yɛrebɛhwehwɛ asaase no so. 31 Nanso yɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Yɛnyɛ nnipabɔnefo, na yɛnyɛ akwansrafo.+ 32 Yɛkae sɛ yɛyɛ anuanom 12+ a yefi papa baako. Baako nni hɔ bio,+ na seesei, akumaa no wɔ yɛn papa nkyɛn wɔ Kaanan asaase so.’+ 33 Ɛnna ɔpanyin a ɔhwɛ asaase no so no ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Nea ɛbɛma mahu sɛ monyɛ nnipabɔnefo no, munnyaw mo mu baako wɔ me nkyɛn,+ na mo a moaka no mfa biribi nkɔma mo fifo a wɔredi kɔm no.+ 34 Na momfa mo nua kumaa no mmɛkyerɛ me na minhu sɛ ampa monyɛ akwansrafo na mmom moyɛ nnipa pa. Afei mede mo nua no bɛsan ama mo, na mubetumi atɔ nea mopɛ biara wɔ asaase yi so.’”

35 Wohwiee wɔn kotoku mu nneɛma no, wɔnkɔhwɛ a, obiara sika bɔtɔ hyɛ ne kotoku mu. Bere a wɔne wɔn papa nyinaa huu sika no, wɔbɔɔ hu. 36 Na wɔn papa Yakob teɛɛm sɛ: “Moama ade atɔ m’ani!+ Yosef nni hɔ,+ Simeon nni hɔ,+ na morebɛfa Benyamin nso akɔ! Me so na eyi nyinaa aba!” 37 Afei Ruben ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Sɛ mansan amfa no ammrɛ wo a, wutumi kum me mma baanu.+ Fa no hyɛ me nsa, na mɛhwɛ de no abrɛ wo.”+ 38 Nanso ɔkae sɛ: “Meremma momfa me ba no nkɔ, efisɛ ne nua awu ama aka ne nkutoo.+ Sɛ asiane bi kɔto no kwan so a, mobɛma madi awerɛhow+ ara kosi sɛ mede me ti so dwen bɛkɔ Ɔdamoa* mu.”+

43 Afei ɔkɔm no mu yɛɛ den wɔ asaase no so.+ 2 Enti bere a aduan a wɔde fi Egypt bae no sae no,+ wɔn papa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsan nkɔtɔ aduan kakra mmra.” 3 Ɛnna Yuda ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbarima no kaa no anibere so kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Sɛ moamfa mo nua no amma a, monhwɛ na moansi m’anim bio.’+ 4 Enti sɛ wobɛma yɛne yɛn nua no akɔ a, ɛnde yɛbɛkɔ akɔtɔ aduan no abrɛ wo. 5 Na sɛ woamma yɛamfa no ankɔ a, ɛnde yɛrensan nkɔ, efisɛ ɔbarima no ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Mo nua no nka mo ho a, monhwɛ na moansi m’anim bio.’”+ 6 Na Israel+ bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moakɔfa ɔhaw aba me so saa? Ɛyɛɛ dɛn na moka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ mowɔ nua bi wɔ hɔ?” 7 Wobuae sɛ: “Ɔbarima no ara na obisaa yɛn abusua ho asɛm sɛ, ‘Mo papa da so te ase? Mowɔ nua foforo bi?’ Ɛnna yɛn nso yɛmaa no ɛho mmuae.+ Anka yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ ɔbɛka sɛ, ‘Monkɔfa mo nua no mmra’?”+

8 Ɛnna Yuda ka kyerɛɛ ne papa Israel sɛ: “Ma memfa abofra no nkɔ,+ na yɛne wo ne yɛn mma+ atena ase, anyɛ saa a yebewuwu.+ 9 Medi no agyinam.+ Sɛ biribi to no a, bisa no me nsam. Sɛ mamfa no ammrɛ wo a, medi fɔ wɔ w’anim afebɔɔ. 10 Sɛ yɛkɔe a, anka saa bere yi yɛakɔ aba mprenu.”

11 Ɛnna wɔn papa Israel ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ saa na ɛte a, ɛnde nea monyɛ ni: Momfa asaase yi so nneɛma pa no bi ngu mo nkotoku mu mfa nkɔma ɔbarima no:+ balsam+ aduhuam kakra, ɛwo kakra, labdanum aduhuam, dua abona,*+ nkate, ne aborɔfo nkate. 12 Sika a mode rekɔ no, monyɛ no mmɔho, na momfa sika a wɔde hyehyɛɛ mo nkotoku mu no nsan nka ho nkɔ;+ ebia ɛfaa wɔn ani so. 13 Momfa mo nua no na monsan nkohu ɔbarima no. 14 Ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn mma ɔbarima no nhu mo mmɔbɔ na onnyaa mo nua no nka Benyamin ho mma mo. Nanso ɛba sɛ hwere ara na mɛhwere me mma no nso a, ɛnde hwee nni hɔ a metumi ayɛ!”+

15 Enti mmarima no faa akyɛde no ne sika no mmɔho, na wɔde Benyamin kaa wɔn ho siim kɔɔ Egypt, na wɔsan kogyinaa Yosef anim.+ 16 Bere a Yosef hui sɛ Benyamin ka wɔn ho ara pɛ na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhwɛ ne fi so no sɛ: “Fa mmarima yi kɔ fie na kum mmoa no bi yɛ aduan, na me ne wɔn bedidi awia yi.” 17 Ntɛm ara na ɔbarima no de wɔn kɔɔ Yosef fi sɛnea Yosef kae no.+ 18 Bere a wɔde mmarima no kɔɔ Yosef fi no, wɔbɔɔ hu na wɔkae sɛ: “Sika a wɔde hyehyɛɛ yɛn nkotoku mu no nti na wɔde yɛn aba ha yi. Wɔrebɛkyere yɛn de yɛn ayɛ nkoa na wɔafa yɛn mfurum no!”+

19 Enti bere a woduu ofi no kwan ano no, wotwiw bɛn ɔbarima a ɔhwɛ Yosef fi so no, na wɔne no kasae. 20 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛsrɛ wo, yɛn wura! Yɛbaa ha bɛtɔɔ aduan.+ 21 Nanso bere a yekoduu ahomegyebea a yɛsan yɛn nkotoku no, yehui sɛ obiara sika hyɛ ne kotoku mu sɛnea ne dodow te pɛpɛɛpɛ.+ Enti yɛasan de aba. 22 Yennim onii ko a ɔde sika no hyehyɛɛ yɛn nkotoku mu. Na yɛde sika foforo aba rebɛtɔ aduan.”+ 23 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ hwee; munnsuro. Mo Nyankopɔn ne mo papa Nyankopɔn na wama mo ademude wɔ mo nkotoku mu. Me nsam na mo sika no dii kan bae.” Afei okoyii Simeon brɛɛ wɔn.+

24 Ɛnna ɔbarima no de wɔn wuraa Yosef fi no mu, na ɔmaa wɔn nsu hohoroo wɔn nan ho. Afei ɔmaa wɔn mfurum no aduan. 25 Na woyiyii wɔn akyɛde no+ sɛ Yosef ba awia no a wɔde bɛma no, efisɛ na wɔate sɛ wobedidi wɔ hɔ.+ 26 Bere a Yosef baa ofie hɔ no, wɔde nneɛma a wɔde brɛɛ no no maa no, na wɔde wɔn anim butubutuw fam wɔ n’anim.+ 27 Afei obisaa sɛnea wɔn ho te, na ɔkae sɛ: “Mo papa akwakoraa a mokaa ne ho asɛm no ho te dɛn? Ɔda so te ase?”+ 28 Wobuae sɛ: “Yɛn papa, w’akoa da so te ase na ne ho ye.” Afei wɔbɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butubutuw fam.+

29 Bere a ɔmaa n’ani so huu ne nua Benyamin, ne maame ba no,+ ɔkae sɛ: “Mo nua kumaa a mokaa ne ho asɛm kyerɛɛ me no ni anaa?”+ Na ɔtoaa so sɛ: “Me ba, Onyankopɔn nhyira wo.” 30 Afei, Yosef yɛɛ ntɛm puei, efisɛ ne nua no nti, na ɔyɛ ne ho hwee a ɛnyɛ yiye, enti na ɔrepɛ baabi akosu, na ɔkɔhyɛɛ dan mu sui.+ 31 Owiei no, ɔhohoroo n’anim bae; afei de na watumi ahyɛ ne ho so. Ɔkae sɛ: “Momfa aduan no mmra.” 32 Wɔde ɔno nko ara de sii n’anim, na wɔde ne nuanom de sisii wɔn anim, ɛnna wɔde Egyptfo a wɔne no redidi no nso de sisii wɔn anim. Ná Egyptfo no rentumi ne Hebrifo no nto nsa nnidi, efisɛ na ɛyɛ Egyptfo akyiwade.+

33 Ne nuanom tenatenaa* n’anim nnidiso nnidiso fi ɔpanyin so+ kosi akumaa so, na obiara hwɛɛ ne yɔnko anim a wonhu nea wɔnka. 34 Ɛwom ara a, na wama wɔayi ne pon so aduan no bi de akɔma wɔn, na ɔmaa Benyamin de no dɔɔso sen wɔn a wɔaka no de mmɔho anum.+ Na wɔne no didi nomee kosii sɛ wɔmee.

44 Akyiri yi, ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhwɛ ne fi so no sɛ: “Fa aduan a mmarima no mu biara betumi asoa gu ne kotoku mu na fa obiara sika hyɛ mu.+ 2 Akumaa no de, fa me dwetɛ kuruwa no hyɛ ne kotoku mu, na fa aduan no sika ka ho.” Na ɔyɛe sɛnea Yosef kae no.

3 Ade kyee a anim tetewee no, wogyaa mmarima no kwan ma wɔne wɔn mfurum kɔe. 4 Bere a wofii kurow no mu no, wɔannu baabiara na Yosef ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhwɛ ne fi so no sɛ: “Sɔre! Tiw mmarima no na kobisa wɔn sɛ, ‘Adɛn nti na mode bɔne atua papa so ka? 5 Ade a me wura nom mu na ɔhwɛ mu hu wim nsɛm na moafa yi? Moayɛ bɔne kɛse.’”

6 Enti ɔkɔtoo wɔn kaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn. 7 Nanso wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na me wura reka asɛm a ɛte saa? Ɛmpare wo nkoa sɛ yɛbɛyɛ saa. 8 Hwɛ, sika a yehui wɔ yɛn nkotoku mu no yɛsan de fii Kaanan asaase so brɛɛ wo.+ Enti ɛbɛyɛ dɛn na yɛawia dwetɛ anaa sika kɔkɔɔ wɔ wo wura fi? 9 Wo nkoa yi mu biara a wubehu wɔ ne nkyɛn no, ma onwu, na ma yɛn a yɛaka no nyɛ me wura nkoa.” 10 Enti ɔkae sɛ: “Momma yɛnyɛ no sɛnea moaka no. Nea yebehu wɔ ne nkyɛn no bɛyɛ m’akoa, na mo a moaka de, mo ho sɔnn.” 11 Ntɛm ara na obiara yii ne kotoku too fam, na wɔsansan ano. 12 Na ɔtɔɔ ne bo ase hwehwɛɛ obiara de mu. Ɔde fi ɔpanyin so kosii akumaa so. Ewiee ase no, ohuu kuruwa no wɔ Benyamin kotoku mu.+

13 Ɛnna wosunsuan wɔn ntaade mu, na obiara maa n’adesoa so too n’afurum so, na wɔsan wɔn akyi kɔɔ kurow no mu. 14 Bere a Yuda+ ne ne nuanom kɔɔ Yosef fi no, na ɔda so wɔ hɔ; na wɔde wɔn anim butubutuw fam wɔ n’anim.+ 15 Afei Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Dɛn na moayɛ yi? Munnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nim wim anaa?”+ 16 Ɛnna Yuda kae sɛ: “Asɛm bɛn ara na yebetumi aka akyerɛ me wura? Na dɛn koraa na yɛbɛka? Ɛbɛyɛ dɛn na yɛadi bem? Nokware Nyankopɔn no ama wo nkoa bɔne ada adi.+ Seesei yɛabɛyɛ me wura nkoa; yɛne nea wohuu kuruwa no wɔ ne nkyɛn no nyinaa!” 17 Ɛnna ɔno nso kae sɛ: “Ɛmpare me sɛ mɛyɛ saa! Nea yehuu kuruwa no wɔ ne nkyɛn no, ɔno na ɔbɛyɛ m’akoa.+ Mo a moaka no mfa asomdwoe nkɔ mo papa nkyɛn.”

18 Afei Yuda twiw bɛn no kae sɛ: “Me wura, mesrɛ wo, ma w’akoa nkasa na tie, na mma wo bo mmfuw w’akoa, efisɛ wote sɛ Farao.+ 19 Me wura bisaa ne nkoa sɛ, ‘Mowɔ papa anaa nua foforo bi?’ 20 Ɛnna yebuaa me wura sɛ, ‘Yɛn papa akwakoraa ne ne ba a ɔwoo no ne nkwakoraabere mu wɔ hɔ; ɔno ne akumaa koraa.+ Nanso ne nua a ɔne no fi maame baako+ awu agyaw no,+ enti aka ɔno nko ara, na ne papa dɔ no.’ 21 Ɛnna woka kyerɛɛ wo nkoa sɛ, ‘Monkɔfa no mmra na minhu no.’+ 22 Na yɛka kyerɛɛ me wura sɛ, ‘Abofra no ntumi mfi ne papa nkyɛn. Sɛ ofi ne nkyɛn a, owu na ne papa bewu.’+ 23 Na woka kyerɛɛ wo nkoa sɛ, ‘Sɛ mo nua kumaa no ne mo amma a, munnsi m’anim bio.’+

24 “Enti yɛkɔɔ w’akoa, me papa nkyɛn kɔkaa me wura asɛm no kyerɛɛ no. 25 Akyiri yi, yɛn papa kae sɛ, ‘Monsan nkɔtɔ aduan kakra mmra.’+ 26 Nanso yɛkae sɛ: ‘Yɛrentumi nsan nkɔ, gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho, efisɛ sɛ yɛn nua kumaa no nka yɛn ho a, yɛrentumi nkɔ ɔbarima no anim.’+ 27 Afei w’akoa, me papa ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Mo ara munim sɛ me ne me yere woo mmofra baanu pɛ.+ 28 Akyiri yi, baako fii me nkyɛn na mekae sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ aboa bi atetew ne mu pasaa!”+ na manhu no bio de besi nnɛ. 29 Na sɛ mode oyi nso fi me nkyɛn kɔ na sɛ asiane bi kɔto no a, mobɛma madi awerɛhow+ ara kosi sɛ mede me ti so dwen bɛkɔ Ɔdamoa* mu.’+

30 “Na sɛ ɛba sɛ mesan kɔ w’akoa, me papa nkyɛn na abofra no nka yɛn ho a, sɛnea ne koma da no so* no, 31 sɛ onya hu sɛ abofra no nka yɛn ho a, obewu, na ampa ara wo nkoa bɛma w’akoa, yɛn papa adi awerɛhow ara kosi sɛ ɔde ne ti so dwen bɛkɔ Ɔdamoa* mu. 32 Bere a abofra no refi ne papa nkyɛn no, w’akoa dii agyinam sɛ, ‘Sɛ mamfa no ammrɛ wo a, medi fɔ wɔ w’anim daa.’+ 33 Enti mesrɛ wo, ma me mmom menka ha na menyɛ me wura akoa, na ma abofra no ne ne nuanom nkɔ. 34 Sɛ abofra no nka me ho a, mɛyɛ dɛn akɔ me papa anim? Merentumi nhwɛ me papa amanehunu saa!”

45 Afei de na Yosef ntumi nhyɛ ne ho so bio wɔ n’asomfo no nyinaa anim.+ Enti ɔteɛɛm sɛ: “Momma obiara mfi me nkyɛn!” Obiara fii Yosef nkyɛn ansa na ɔreda ne ho adi akyerɛ ne nuanom.+

2 Ɛnna ɔmaa ne nne so sui denneennen, na Egyptfo ne wɔn a wɔwɔ Farao fi mpo tee. 3 Afei Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Mene Yosef. Me papa da so te ase anaa?” Nanso ne nuanom antumi ankasa, efisɛ na asɛm no atɔ wɔn so. 4 Enti Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Muntwiw mmɛn me.” Na wɔbɛn no.

Afei ɔkae sɛ: “Mene mo nua Yosef a motɔn no baa Egypt no.+ 5 Nanso mommma ɛnnhaw mo, na mommma obiara mmmɔ ne yɔnko sobo sɛ motɔn me baa ha, efisɛ Onyankopɔn na ɔsomaa me dii mo anim sɛ memmɛkora nkwa so.+ 6 Mfe abien ni a ɔkɔm no baa asaase yi so,+ na asan aka mfe anum a obiara rentumi nnɔw* anaa ontwa. 7 Onyankopɔn na ɔsomaa me dii mo anim sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde nkwagye kɛse bɛkora mo so+ wɔ asaase so, na mo ase anhyew.* 8 Enti ɛnyɛ mo na mode me baa ha, na mmom nokware Nyankopɔn no na ɔde me bae sɛ memmɛyɛ Farao fotufo panyin* ne ne fi nyinaa so wura, na madi Egypt asaase nyinaa so.+

9 “Enti monyɛ ntɛm nkɔ me papa hɔ, na monka nkyerɛ no sɛ, ‘Nea wo ba Yosef aka ni: “Onyankopɔn de me ayɛ Egypt nyinaa so panyin.+ Tu bra me nkyɛn. Ntwentwɛn wo nan ase koraa.+ 10 Bɛtena Gosen+ asaase so, na woabɛn me; wo ne wo mma, wo nenanom, wo nguan, w’anantwi, ne nea wowɔ nyinaa. 11 Mɛma wo aduan adi, efisɛ aka mfe anum ansa na ɔkɔm no to atwa.+ Anyɛ saa a, ohia bɛka wo ne wo fi ne nea wowɔ nyinaa.”’ 12 Seesei mo ne me nua Benyamin nyinaa de mo ani ahu sɛ me ara na me ne mo rekasa yi.+ 13 Monka anuonyam a manya wɔ Egypt asaase so ne nea moahu nyinaa nkyerɛ me papa. Momma mo ho nyɛ hare nkɔfa me papa mmra.”

14 Ɛnna ɔbam ne nua Benyamin na osui, na Benyamin nso de ne nsa too ne kɔn mu sui.+ 15 Na ofew ne nuanom nyinaa ano de ne ti too wɔn kɔn ho sui; afei ne nuanom ne no bɔɔ nkɔmmɔ.

16 Farao fifo tee sɛ nkurɔfo reka sɛ: “Yosef nuanom aba!” Na Farao ne ne nkoa ani gyee asɛm no ho. 17 Enti Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Ka kyerɛ wo nuanom sɛ, ‘Monhyehyɛ nneɛma ngu mo mmoa so mfa nkɔ Kaanan asaase so, 18 na monkɔfa mo papa ne mo fifo mmra me nkyɛn. Mede Egypt asaase no so nneɛma pa bɛma mo, na asaase no fã a ɛsow aba pii* no, moadidi so.’*+ 19 Na wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ:+ ‘Momfa Egypt asaase so nteaseɛnam+ nkɔfa mo mma ne mo yerenom, na momfa mo papa ntena baako mu mmra.+ 20 Munnnwen mo agyapade ho,+ efisɛ Egypt asaase nyinaa so nneɛma pa yɛ mo dea.’”

21 Ɛnna Israel mma no yɛɛ saa, na Yosef maa wɔn nteaseɛnam sɛnea Farao kae sɛ wɔnyɛ no, na ɔmaa wɔn akwansoduan. 22 Ɔmaa obiara ataade foforo baako, na Benyamin de, ɔmaa no nnwetɛbona 300 ne ntaade foforo anum.+ 23 Nea ɔde soma kɔmaa ne papa nso ni: mfurum du a wɔsoso Egypt nneɛma pa ne mfurum abere du a wɔsoso hwiit ne paanoo ne aduan foforo a ne papa bedi wɔ kwan so. 24 Afei ogyaa ne nuanom kwan ma wosiim. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommma obiara bo mmfuw ne yɔnko wɔ kwan so.”+

25 Enti wofii Egypt, na nkakrankakra wokoduu wɔn papa Yakob nkyɛn wɔ Kaanan asaase so. 26 Ɛnna wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Yosef da so te ase, na ɔno na odi Egypt asaase nyinaa so!”+ Nanso asɛm no ampusuw no,* efisɛ wannye wɔn anni.+ 27 Afei bere a wɔkaa nea Yosef kae no nyinaa kyerɛɛ wɔn papa Yakob, na ohuu nteaseɛnam a Yosef de asoma sɛ wɔmfa mmɛfa no no, n’ani gyei.* 28 Israel teɛɛm sɛ: “Eye, nea mate no ara dɔɔso! Me ba Yosef te ase ampa! Ɛsɛ sɛ mikohu no ansa na mawu!”+

46 Afei Israel faa nea ɔwɔ* nyinaa siim kɔe. Bere a woduu Beer-Seba+ no, ɔde mmoa bɔɔ afɔre maa ne papa Isak Nyankopɔn.+ 2 Ɛnna Onyankopɔn ne Israel kasae anadwo wɔ anisoadehu mu sɛ: “Yakob, Yakob!” na ogyee so sɛ: “Mini!” 3 Ɔkae sɛ: “Mene nokware Nyankopɔn no, Onyankopɔn a wo papa som no no.+ Nsuro sɛ wobɛkɔ Egypt, na mɛma woayɛ ɔman kɛse wɔ hɔ.+ 4 Me ara me ne wo bɛkɔ Egypt, na me ara masan de wo aba;+ Yosef na ɔde ne nsa bɛka w’ani agu so.”*+

5 Ɛno akyi no, Yakob fii Beer-Seba; Israel mma no de wɔn papa Yakob ne wɔn mma ne wɔn yerenom tenatenaa nteaseɛnam a Farao de somae sɛ wɔmfa nkɔfa no mmra no mu. 6 Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapade a wonyae wɔ Kaanan asaase so. Enti Yakob ne n’asefo nyinaa koduu Egypt. 7 Ɔde ne mma mmarima, ne mma mmea, ne nenanom—n’asefo nyinaa, kaa ne ho kɔɔ Egypt.

8 Israel asefo a wɔkɔɔ Egypt,+ kyerɛ sɛ, Yakob ne ne mma mmarima ni: Yakob ba panyin ne Ruben.+

9 Ruben mma ne Hanok, Palu, Hesron, ne Karmi.+

10 Simeon+ mma ne Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar, ne Saul+ a ɔne Kaananni bea woo no no.

11 Lewi+ mma ne Gerson, Kohat, ne Merari.+

12 Yuda+ mma ne Er, Onan, Sela,+ Peres,+ ne Sera.+ Er ne Onan de, wowui wɔ Kaanan asaase so.+

Peres mma ne Hesron ne Hamul.+

13 Isakar mma ne Tola, Puwa, Yob, ne Simron.+

14 Sebulon+ mma ne Sered, Elon, ne Yaleel.+

15 Eyinom ne Yakob mma mmarima ne ne babea Dina+ a ɔne Lea woo wɔn wɔ Padan-Aram no. Ne mma mmarima ne ne mma mmea nyinaa dodow* si 33.

16 Gad+ mma ne Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arod, ne Areli.+

17 Aser+ mma ne Yimnah, Yiswa, Yiswi, Beria, ne wɔn nuabea Serah.

Beria mma ne Heber ne Malkiel.+

18 Silpa+ a Laban de no maa ne babea Lea no, eyinom ne ne mma a ɔne Yakob woe: wɔn nyinaa yɛ nnipa* 16.

19 Yakob yere Rahel mma ne Yosef+ ne Benyamin.+

20 Yosef ne Asenat+ a ɔyɛ On* sɔfo Potifera babea no woo Manase+ ne Efraim+ wɔ Egypt.

21 Benyamin mma+ ne Bela, Beker, Asbel, Gera,+ Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim,+ ne Ard.+

22 Eyinom ne mma a Rahel ne Yakob woe. Wɔn nyinaa yɛ nnipa* 14.

23 Dan+ ba* ne Husim.+

24 Naftali+ mma ne Yaseel, Guni, Yeser, ne Silem.+

25 Eyinom ne Bilha a Laban de no maa ne babea Rahel no asefo a ɔne Yakob woe; wɔn nyinaa yɛ nnipa* baason.

26 Nnipa* a wofi Yakob asen mu a wɔne no kɔɔ Egypt nyinaa yɛ 66.+ Yakob mma yerenom nka ho. 27 Yosef mma a ɔwoo wɔn wɔ Egypt yɛ baanu.* Nnipa* a wofi Yakob fi baa Egypt no nyinaa si 70.+

28 Yakob dii kan somaa Yuda+ ma ɔkɔbɔɔ Yosef amanneɛ sɛ n’ani kyerɛ Gosen. Bere a wokoduu Gosen asaase so no,+ 29 Yosef ma wosiesiee ne teaseɛnam, na osiim kohyiaa ne papa Israel wɔ Gosen. Bere a oduu ne papa nkyɛn no, ntɛm ara na ɔbam no, na osui paa. 30 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Afei a mahu w’anim sɛ wote ase yi de, miwu mpo a, ɛnyɛ hwee.”

31 Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom ne ne papa fifo sɛ: “Momma menkɔbɔ Farao amanneɛ+ sɛ, ‘Me nuanom ne me papa fifo a wɔwɔ Kaanan asaase so no aba me nkyɛn.+ 32 Wɔyɛn nguan+ ne anantwi,+ na wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi ne nea wɔwɔ nyinaa aba ha.’+ 33 Sɛ Farao frɛ mo bisa mo sɛ, ‘Adwuma bɛn na moyɛ?’ a, 34 monka sɛ, ‘Wo nkoa ne yɛn agyanom ayɛn nguan ne anantwi afi yɛn mmofraase.’+ Eyi bɛma moatena Gosen asaase so,+ efisɛ Egyptfo kyi nguanhwɛfo.”+

47 Ɛnna Yosef kɔbɔɔ Farao amanneɛ+ sɛ: “Me papa ne me nuanom de wɔn nguan ne wɔn anantwi ne nea wɔwɔ nyinaa fi Kaanan asaase so aba Gosen asaase so.”+ 2 Ɔfaa ne nuanom baanum de wɔn kɔɔ Farao anim.+

3 Farao bisaa ne nuanom sɛ: “Adwuma bɛn na moyɛ?” Ɛnna wobuaa Farao sɛ: “Wo nkoa ne yɛn agyanom yɛ nguanhwɛfo.”+ 4 Afei wɔka kyerɛɛ Farao sɛ: “Yɛaba sɛ yɛrebɛsoɛ asaase yi so,+ efisɛ ɔkɔm no ano yɛ den wɔ Kaanan asaase so, na wo nkoa nnya aduan mma wɔn mmoa.+ Enti yɛsrɛ wo, ma wo nkoa ntena Gosen asaase so.”+ 5 Ɛnna Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Wo papa ne wo nuanom na aba wo nkyɛn. 6 Egypt asaase na ɛda w’anim yi. Ma wo papa ne wo nuanom ntena asaase no fã a eye paa so.+ Ma wɔntena Gosen asaase so, na sɛ wunya wɔn mu bi a wɔbɔ wɔn ho mmɔden a, yi wɔn ma wɔnhwɛ me nyɛmmoa so.”

7 Afei Yosef de ne papa Yakob kɔkyerɛɛ Farao, na Yakob hyiraa Farao. 8 Farao bisaa Yakob sɛ: “Enti mfe ahe na woadi?” 9 Yakob buaa Farao sɛ: “M’akwantu mfe* yɛ 130. Ɛyɛ mfe kakraa bi a ɔhaw ahyɛ mu ma,+ na ennu m’agyanom akwantu mfe.”*+ 10 Afei Yakob hyiraa Farao na ofii n’anim kɔe.

11 Enti Yosef maa ne papa ne ne nuanom tenaa Egypt, na sɛnea Farao kae no, ɔmaa wɔn asaase no fã a eye paa wɔ Ramese+ asaase so. 12 Na Yosef maa ne papa, ne nuanom, ne ne papa fifo nyinaa aduan;* nea obiara nyae gyina ne mma dodow so.

13 Afei na aduan* biara nni asaase no so baabiara, efisɛ ɔkɔm no mu yɛɛ den paa; ɔkɔm no dosaw Egypt ne Kaanan asaase sofo.+ 14 Sika a efi Egypt ne Kaanan asaase so a wɔde bɛtɔɔ aduan no, Yosef gyigyee ne nyinaa,+ na Yosef de sika no kɔɔ Farao fi. 15 Eduu baabi no, Egypt ne Kaanan asaase so sika sae, na Egyptfo nyinaa fii ase baa Yosef anim bɛkae sɛ: “Ma yɛn aduan! Adɛn nti na yɛn sika a asa nti ɛsɛ sɛ yewuwu w’anim?” 16 Ɛnna Yosef buae sɛ: “Mo sika asa a, momfa mo nyɛmmoa mmra na memma mo aduan.” 17 Enti wɔde wɔn nyɛmmoa brɛɛ Yosef, na Yosef maa wɔn aduan de gyee wɔn apɔnkɔ, nguan, anantwi, ne mfurum; ɔmaa wɔn aduan de gyee wɔn mmoa nyinaa saa afe no.

18 Bere a saa afe no kɔɔ awiei no, wofii ase baa Yosef anim afe a edi hɔ no bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛremfa nsie yɛn wura; yɛn sika ne yɛn afieboa nyinaa yɛde abrɛ yɛn wura. Yɛrennya biribiara mma yɛn wura sɛ yɛn nipadua ne yɛn nsaase. 19 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewuwu wɔ w’anim ma yɛn nsaase deda hɔ kwa? Fa aduan tɔ yɛne yɛn nsaase na yɛne yɛn nsaase mmɛyɛ Farao nkoa. Ma yɛn aba a yebedua na yɛntena nkwa mu, na yɛanwuwu amma yɛn nsaase anneda hɔ kwa.” 20 Enti Yosef tɔɔ Egyptfo nsaase nyinaa de maa Farao; Egyptfo nyinaa tontɔn wɔn nsaase, efisɛ na ɔkɔm no ano yɛ den, na wɔn nsaase no bɛyɛɛ Farao dea.

21 Afei ɔmaa nnipa a wɔtete Egypt mmaa nyinaa tu kɔtenatenaa nkurow akɛse mu.+ 22 Asɔfo no nkutoo na wantɔ wɔn nsaase,+ efisɛ Farao na na ɔma asɔfo no aduan, na nea Farao de maa wɔn na wodii. Ɛno nti na wɔantɔn wɔn nsaase no. 23 Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ ɔmanfo no sɛ: “Hwɛ, ɛnnɛ matɔ mo ne mo nsaase ama Farao. Munnye aba yi nkodua wɔ asaase no so. 24 Sɛ nnɔbae no ba a, monkyɛ mu anum mfa baako mma Farao+ na anan a aka no nyɛ mo dea, na eyi mu bi na mubedua wɔ asaase no so na mo ne mo fifo ne mo mma nso adi bi.” 25 Na wɔkae sɛ: “Woagye yɛn nkwa.+ Ma yennya me wura anim dom na yɛnyɛ Farao nkoa.”+ 26 Ɛnna Yosef hyɛɛ mmara maa Egyptfo sɛ nnɔbae no nkyem anum mu baako bɛyɛ Farao dea, na mmara no wɔ hɔ besi nnɛ. Asɔfo no nkutoo na wɔamfa wɔn nsaase amma Farao.+

27 Israel asefo tenaa Gosen+ wɔ Egypt asaase so, na wɔn ase timii wɔ hɔ, na wɔdɔre yɛɛ pii.+ 28 Yakob tenaa Egypt mfe 17. Enti mfe a Yakob dii nyinaa yɛ 147.+

29 Afei na aka kakra ma Israel awu.+ Enti ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, sɛ manya w’anim dom a, fa wo nsa hyɛ me srɛ ase,* na da ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ me na di me nokware. Mepa wo kyɛw, nsie me wɔ Egypt.+ 30 Sɛ miwu* a, fa me fi Egypt kosie me wɔ m’agyanom adamoa mu.”+ Na ɔkae sɛ: “Mɛyɛ sɛnea woaka no.” 31 Na ɔkae sɛ: “Ka me ntam.” Na ɔkaa no ntam.+ Afei Israel sii ne ti ase wɔ mpa no atifi.+

48 Bere bi akyi no, wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Hwɛ, wo papa ayɛ mmerɛw.” Ɔtee saa no, ɔfaa Manase ne Efraim, ne mma baanu no, ne wɔn kɔɔ hɔ.+ 2 Ɛnna wɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: “Wo ba Yosef aba wo nkyɛn.” Enti Israel miaa n’ani sɔre tenaa ne mpa so. 3 Na Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ:

“Ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ Lus wɔ Kaanan asaase so, na ohyiraa me.+ 4 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mɛma w’ase atrɛw ayɛ bebree, na mɛma woabɛyɛ aman asafodɔm.+ Mede asaase yi bɛma w’asefo* a wobedi w’akyi aba, na ayɛ wɔn agyapade daa.’+ 5 Hwɛ, wo mma baanu a wowoo wɔn wɔ Egypt ansa na mereba wo nkyɛn wɔ Egypt ha no yɛ me dea.+ Efraim ne Manase bɛyɛ m’ankasa me mma te sɛ Ruben ne Simeon.+ 6 Na mma a wubenya wɔ wɔn akyi no na wɔbɛyɛ wo dea. Na agyapade a wɔn nuanom baanu no din da so no, ɛno bi na wobenya.+ 7 Me de, bere a mifi Padan reba no, Rahel wu too me so+ wɔ Kaanan asaase so. Ná baabi a yɛadu no ne Efrat+ ntam twe kakra, enti misiee no Efrat anaasɛ Betlehem+ kwan so.”

8 Afei Israel huu Yosef mma no, na obisae sɛ: “Henanom ni?” 9 Yosef buaa ne papa sɛ: “Mma a Onyankopɔn ama manya wɔ ha ni.”+ Ɛnna ɔkae sɛ: “Mesrɛ wo, fa wɔn brɛ me na minhyira wɔn.”+ 10 Onyin nti, na Israel ani so ayɛ no wusiwusi, na na onhu ade yiye. Enti ɔde wɔn bɛn no na ofew wɔn ano bam wɔn. 11 Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Mansusuw da sɛ mehu w’anim bio,+ nanso hwɛ sɛ Onyankopɔn ama mahu w’asefo* mpo aka wo ho.” 12 Afei Yosef yii wɔn fii Israel anim,* na ɔbɔɔ ne mu ase de n’anim butuw fam.

13 Ɛnna Yosef de ne nsa nifa soo Efraim+ mu gyinaa Israel benkum, na ɔde ne nsa benkum soo Manase+ mu gyinaa Israel nifa, na ɔmaa wɔn baanu bɛn no. 14 Nanso Israel de ne nsa nifa too Efraim a ɔyɛ akumaa no mmom ti so, na ɔde ne nsa benkum too Manase ti so. Manase na na ɔyɛ panyin,+ nanso ɔhyɛɛ da na ɔyɛɛ no saa. 15 Ɛnna ohyiraa Yosef kae sɛ:+

“Nokware Nyankopɔn no a m’agyanom Abraham ne Isak nantew n’anim,+

Nokware Nyankopɔn no a wahwɛ me so me nkwa nna nyinaa abesi nnɛ;+

16 Nea ɔnam ne bɔfo so yii me fii m’ahohia nyinaa mu no,+ ɔno na onhyira mmofra yi.+

Ma wɔmfa me din ne m’agyanom Abraham ne Isak din nto wɔn so,

Na ma wɔnnɔre nyɛ bebree wɔ asaase so.”+

17 Bere a Yosef hui sɛ ne papa de ne nsa nifa ato Efraim ti so no, n’ani annye ho, enti ɔyɛe sɛ ɔreyi ne papa nsa afi Efraim ti so de ato Manase ti so. 18 Yosef ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Papa, nyɛ no saa, efisɛ oyi ne ɔpanyin.+ Fa wo nsa nifa to ɔno mmom ti so.” 19 Nanso ne papa antie, na ɔkae sɛ: “Minim saa, me ba, minim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na ɔbɛyɛ kɛse. Nanso ne nua kumaa no bɛyɛ kɛse asen no,+ na n’asefo* bɛyɛ sɛ aman pii.”+ 20 Enti saa da no, ɔtoaa so hyiraa wɔn+ sɛ:

“Ma Israelfo mfa wo din nhyira wɔn ho nka sɛ,

‘Onyankopɔn nyɛ wo sɛ Efraim ne Manase.’”

Enti sɛ ohyira wɔn biara a, ɔde Efraim di Manase anim.

21 Afei Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Hwɛ, merebewu,+ nanso Onyankopɔn bɛka mo ho daa, na ɔde mo bɛsan akɔ mo agyanom asaase so.+ 22 Na asaase a mede me sekan ne m’agyan gye fii Amorifo hɔ no, mede baako bɛka wo de ho ma ayɛ kɛse asen wo nuanom de.”

49 Na Yakob frɛɛ ne mma ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommoa mo ho ano na menkyerɛ mo nea ɛbɛto mo wɔ awiei nna no mu. 2 Yakob mma, munhyia na muntie; muntie mo papa Israel.

3 “Ruben,+ wone me ba panyin,+ me tumi ne m’ahoɔden mfiase; anka woyɛ ɔkɛse wɔ anuonyam ne tumi mu. 4 Woanhyɛ wo ho so; wote sɛ nsu a etue waa, enti worenyɛ ɔkɛse, efisɛ woforoo wo papa mpa.+ Wuguu me mpa ho fĩ saa bere no. Ɔforoe ampa!

5 “Simeon ne Lewi yɛ anuanom.+ Wɔn sekan yɛ awudi sekan.+ 6 Me kra,* wo ne wɔn mmmɔ fekuw. Me koma,* nkɔfra wɔn asafo mu, efisɛ wɔn abufuw mu na wokunkum nnipa,+ na wɔn atirimɔdensɛm nti wotwitwaa anantwi srɛ akyi ntini. 7 Nnome nka wɔn abufuw, efisɛ na ɛboro so, ne wɔn anibere, efisɛ na ano yɛ hyew.+ Mɛkyekyɛ wɔn mu wɔ Yakob mu na mabɔ wɔn ahwete Israel.+

8 “Wo Yuda+ de, wo nuanom bɛkamfo wo.+ Na wo nsa beso w’atamfo kɔn akyi.+ Wo papa mma bɛkotow w’anim.+ 9 Yuda yɛ gyata ba.+ Me ba, wobɛwe wuram nam asɔre akɔ. Ɔda hɔ twe ne mu sɛ gyata, na obi a ɔte sɛ gyata de, hena na ɔbɛpɛ ne ho asɛm akonyan no? 10 Ahempoma remfi Yuda nsa,+ na tumi poma remfi ne nan ntam, kosi sɛ Silo* bɛba;+ ɔno na aman betie no.+ 11 Ɔde n’afurum asã bobe dua ho, na ɔde n’afurum ba asã bobe dua pa ho. Ɔbɛhoro n’ataade wɔ bobesa mu, ne ne nguguso wɔ bobe nsu* mu. 12 Bobesa ama n’ani ayɛ kɔɔ, na nufusu ama ne se ayɛ fitaa.

13 “Sebulon+ bɛtena mpoano, baabi a ahyɛn gyina,+ na ne hye a ɛwɔ akyiri no bɛtrɛw akɔ Sidon fam.+

14 “Isakar+ yɛ afurum hoɔdenfo a obutuw hɔ na ɔso nnesoa abien. 15 Obehu sɛ tenabea hɔ ye na asaase no yɛ papa. Ɔbɛbɔ ne mu ase agye nnesoa na wayɛ nkoadwuma.

16 “Dan+ yɛ Israel mmusuakuw no mu baako, na obebu ne nkurɔfo atɛn.+ 17 Dan bɛyɛ ɔwɔ a ɔda kwankyɛn, ɔnanka a ɔda kwan ho. Ɔbɛka ɔpɔnkɔ nantin ama nea ɔte so no abu ahwe n’akyi.+ 18 O Yehowa, wo nkwagye na m’ani da so.

19 “Gad+ de, dɔm bɛtow ahyɛ no so, nanso ɔbɛtoa wɔn akɔtow ahyɛ wɔn so.+

20 “Aser+ aduan* bɛdɔɔso,* na ɔbɛma nkurɔfo anya aduan papa te sɛ ahemfo aduan.+

21 “Naftali+ yɛ ɔwansan a ne ho yɛ hare. Ɔbɛka nsɛm a ɛyɛ dɛ.+

22 “Yosef+ yɛ nkorabata wɔ dua a ɛsow aba ho, nsu ho dua a ɛsow aba pii; nea ne nkorabata tra ɔfasu no. 23 Nanso agyantofo tuu wɔn ani sii no so, wɔtotow agyan baa no so, na wɔfaa ne ho tan.+ 24 Ne nyinaa akyi no, n’agyan mu anyɛ mmerɛw,+ na ne nsa a ɛyɛ den na enim ko no nso, emu angow.+ Eyi fi ɔhoɔdenfo a ɔtaa Yakob akyi no nsam, Israel botan ne ɔhwɛfo no. 25 Ofi* Onyankopɔn a wo papa som no no hɔ, na ɔno na ɔbɛboa wo; ɔne ade nyinaa so Tumfo no na ɛnam, na ɔno na ɔde ɔsoro nhyira ne subun a ɛwɔ fam nhyira behyira wo;+ ɔde nufu ne yafunu mu nhyira behyira wo. 26 Wo papa nhyira bɛkyɛn nhyira a efi mmepɔw ne nkoko fɛfɛ a etim hɔ daa so.+ Ɛbɛtena Yosef ti so, ɛbɛtena nea woyii no fii ne nuanom mu no apampam.+

27 “Benyamin+ bɛtetew n’atamfo mu te sɛ ɔpataku.+ Anɔpa ɔbɛwe aboa a wakyere no, na anwummere nso ɔbɛkyɛ ɔko mu nneɛma afa.”+

28 Eyinom nyinaa ne Israel mmusuakuw 12 no, na eyi ne nsɛm a wɔn papa kae bere a ɔrehyira wɔn no. Nea ɛfata obiara na ɔde hyiraa no.+

29 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛrenkyɛ wɔde me bɛkɔ akɔka me nkurɔfo ho.*+ Munkosie me nka m’agyanom ho wɔ ɔbodan a ɛwɔ Hitini Efron asaase so no mu.+ 30 Eyi ne ɔbodan a ɛwɔ Makpela asaase so wɔ Mamre anim wɔ Kaanan asaase so no; ɔbodan yi na Abraham tɔ fii Hitini Efron hɔ de yɛɛ amusiei no. 31 Ɛhɔ na wosiee Abraham ne ne yere Sara,+ ɛhɔ na wosiee Isak+ ne ne yere Rebeka, na ɛhɔ ara nso na misiee Lea. 32 Het asefo na wɔtɔn asaase no ne ɔbodan a ɛwɔ so no.”+

33 Bere a Yakob ne ne mma no kasa wiei no, ɔmaa ne nan so guu mpa so na oguu ahome a etwa to, na wɔde no kɔkaa ne nkurɔfo ho.*+

50 Ɛnna Yosef de ne ti too ne papa so+ sui, na ofew n’ano. 2 Afei Yosef ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔyɛ nnuruyɛfo no sɛ wɔnhyɛ ne papa aduru.+ Enti nnuruyɛfo no hyɛɛ Israel aduru, 3 na sɛnea na wɔyɛ no, wɔde adaduanan na ɛhyɛɛ no aduru. Na Egyptfo no suu no adaduɔson.

4 Bere a wosuu no wiei no, Yosef ka kyerɛɛ Farao ahemfi mpanyimfo sɛ: “Sɛ manya mo anim dom a, ɛnde mesrɛ mo monka nkyerɛ Farao sɛ: 5 ‘Me papa ka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ, merebewu.+ Ka me ntam+ sɛ ɔda a mabɔ wɔ Kaanan asaase so no,+ emu na wubesie me.”+ Enti mesrɛ wo, ma minkosie me papa, na miwie a masan aba.’” 6 Farao kae sɛ: “Kosie wo papa sɛnea ɔma wokaa ntam no.”+

7 Enti Yosef siim sɛ ɔrekosie ne papa, na Farao nkoa nyinaa kogyaa no, Farao fi mpanyimfo+ ne Egypt asaase so mpanyimfo nyinaa kɔɔ bi, 8 na Yosef fifo nyinaa ne ne nuanom ne ne papa fifo ne no kɔe.+ Wɔn mma nkumaa ne wɔn nguan ne anantwi nkutoo na wogyaw wɔn Gosen asaase so. 9 Wɔrekɔ nso, wɔde nteaseɛnam+ ne nnipa a wɔtete apɔnkɔ so kaa wɔn ho kɔe, na na nnipa a wɔka ho no dɔɔso. 10 Afei wokoduu Atad awiporowbea wɔ Yordan mpɔtam hɔ, na wosu bɔɔ bena denneennen wɔ hɔ; nnanson na ɔde suu ne papa. 11 Bere a Kaananfo a wɔte asaase no so huu sɛnea wɔregyam no wɔ Atad awiporowbea no, wɔteɛɛm sɛ: “Eyi yɛ Egyptfo ayi kɛse!” Enti na wɔtoo hɔ din Abel-Misraim;* ɛwɔ Yordan mpɔtam.

12 Enti ne mma no yɛɛ nea ɔkae sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ.+ 13 Ne mma no de no kɔɔ Kaanan asaase so kosiee no ɔbodan mu wɔ Makpela asaase so wɔ Mamre anim. Asaase yi na Abraham tɔ fii Hitini Efron hɔ de yɛɛ amusiei no.+ 14 Yosef siee ne papa wiei no, ɔne ne nuanom ne wɔn a ɔne wɔn kosiee ne papa no nyinaa san baa Egypt.

15 Bere a Yosef nuanom hui sɛ afei wɔn papa awu no, wɔkae sɛ: “Ebia yɛn ho asɛm da so hyɛ Yosef mu, na bɔne a yɛayɛ atia no nyinaa, ɔbɛyɛ yɛn bi atua ka.”+ 16 Enti wɔde asɛm yi kɔtoo Yosef anim sɛ: “Ansa na wo papa rewu no, ahyɛde a ɔde maa yɛn ne sɛ: 17 ‘Monka nkyerɛ Yosef sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo nuanom mfomso ne bɔne a wɔayɛ wo nyinaa kyɛ wɔn.”’ Enti yɛsrɛ wo, fa bɔne a wo papa Nyankopɔn nkoa ayɛ atia wo no kyɛ yɛn.” Bere a wɔkaa saa no, Yosef sui. 18 Ɛnna ne nuanom bebutubutuw n’anim kae sɛ: “Yɛn ni, yɛyɛ wo nkoa!”+ 19 Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnsuro. Adɛn, meyɛ Onyankopɔn? 20 Mo de, na anka mopɛ sɛ moyɛ me bɔne,+ nanso na Onyankopɔn adwene ne sɛ ɔbɛma biribi pa afi mu aba na ɔde agye nnipa bebree nkwa, sɛnea ɛnnɛ ɔreyɛ yi.+ 21 Enti munnsuro. Mɛkɔ so ara ama mo ne mo mma nkumaa nyinaa aduan.”+ Ɔkaa saa de kyekyee wɔn werɛ kaa wɔn koma too wɔn yam.

22 Na Yosef ne ne papa fifo kɔɔ so tenaa Egypt, na odii mfe 110. 23 Yosef de n’ani huu Efraim mmanana*+ ne Manase ba Makir+ nso mma. Wɔwoo wɔn guu Yosef nan so.* 24 Akyiri yi, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Merebewu, nanso Onyankopɔn betwa n’ani abɛhwɛ mo,+ na obeyi mo afi asaase yi so de mo akɔ asaase a ɔkaa Abraham, Isak, ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma mo no so.”+ 25 Enti Yosef ka kyerɛɛ Israel mma no sɛ: “Ɔkwan biara so Onyankopɔn betwa n’ani abɛhwɛ mo, enti monka me ntam sɛ mode me nnompe befi ha akɔ.”+ 26 Na Yosef wui a na wadi mfe 110; wɔhyɛɛ no aduru+ de no too adaka mu wɔ Egypt.

Anaa “wɔ hɔ kwa a hwee nni so.”

Anaa “subun; nsu a ɛrebu fa so.”

Anaa “Onyankopɔn adeyɛ tumi; tumi a Onyankopɔn de yɛ ade.”

Anaa “Adekyee.”

Anaa “Adesae.”

Kyerɛ sɛ, owia, ɔsram, ne nsoromma.

Ɛsono Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase “yɛɛ” no, ɛnna ɛsono nea wɔakyerɛ ase “bɔɔ” wɔ nkyekyɛm 1, 21, 27, ne 2:3 no. Asɛmfua “yɛɛ” no betumi akyerɛ biribi a obi resiesie anaa ɔreyɛ ho adwuma.

Nt., “ebedi awia ne anadwo so.”

Anaa “Akra.”

Anaa “akra.”

Anaa “Akra.”

Anaa “mmoa a wɔtwe wɔn ho ase.” Ebi ne ɔwɔ, ɔketew, ne mmoa foforo a wɔn nso twe wɔn ho ase.

Anaa “ɔkra; ɔkra teasefo.”

Nt., “asafo.”

Ɛha ne baabi a edi kan a Onyankopɔn din ankasa, יהוה (YHWH) pue. Hwɛ Nkh. A4.

Anaa “ɔkra teasefo.” Hebri, ne′phesh, a nea ɛkyerɛ paa ne “abɔde a ɛhome.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “nsuti.”

Ɛyɛ aduhuam bi a ɛte sɛ kurobow.

Anaa “Tigris.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “akɔfam.”

Anaa “wɔdeda adagyaw.”

Nt., “w’aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ ade baako, nanso etumi gyina hɔ ma dodow kabea.

Nt., “n’aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ ade baako, nanso etumi gyina hɔ ma dodow kabea.

Anaa “ɔbɛbɔ.”

Anaa “wobɛbɔ.”

Anaa “ɔbɛhyɛ.”

Ɛkyerɛ, “Onipa a Woyii No Fii Dɔte Mu; Ɔdasani.”

Anaa “nkyɛkyerɛ.”

Anaa “wuram ahaban.”

Nt., “wubedi paanoo.”

Ɛkyerɛ, “Ɔteasefo.”

Hebri kasa mu no, ebetumi akyerɛ kerubim abien anaa nea ɛboro saa.

Anaa “manya.”

Anaa “okunkum n’anim.”

Anaa “w’anim remma nyam.”

Nt., “n’ahoɔden.”

Anaa “Nod asaase.”

Anaa “wɔn a wɔbɔ atɛntɛbɛn.”

Ɛkyerɛ, “Wɔapaw No; Wɔayi No.”

Nt., “aba.”

Anaa “Adam; Ɔdasani.”

Nt., “Onyankopɔn no.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ebetumi akyerɛ “Ɔhome; Awerɛkyekye.”

Hebri kasakoa a ɛkyerɛ Onyankopɔn abɔfo.

Nt., “Me honhom rennya.”

Anaa “efisɛ odi ne honam akyi.”

Ebetumi akyerɛ wɔn a wɔma nkurɔfo hwe ase. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Yehowa nuu ne ho.”

Anaa “yaw.”

Nt., “n’awo ntoatoaso.”

Anaa “nnipa.”

Nt., “gofer dua.” Ebetumi aba sɛ ɛyɛ kwabɔhɔrɔ dua.

Anaa “ɛhyɛn kɛse.”

Anaa “kootaa.”

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Hebri, tso′har. Ebetumi aba sɛ na ɛyɛ ntokuru a ɛte sɛ mfɛnsere, na na atwa adaka no ho ahyia. Ebinom nso ka sɛ tso′har yɛ ɔkwan a na ɛdeda adaka no suhyɛ ase na ɛnyɛ mfɛnsere a hann fa mu.

Nt., “ɔhonam nyinaa.”

Anaa “ɛwɔ nkwa honhom.”

Ebetumi nso akyerɛ, “anini ason, abere ason.”

Ebetumi nso akyerɛ, “anini ason, abere ason.”

Anaa “ɛwɔ honhom a ɛhome.”

Basafa a obiara nim no, na ɛyɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “ɔhonam.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ mmoa nketenkete a wɔbom sɛ kuw.

Anaa “ɛwɔ nkwa honhom.”

Anaa “osu no tewee.”

Anaa “baabi amfa ne nan ansi.”

Anaa “wɔnyɛ manyamanya.”

Anaa “afɔre no dwudwo koma; afɔre no, ahomeka wom.”

Anaa “mfrɛ mmusu mma asaase so.”

Kyerɛ sɛ, ahohuru bere.

Kyerɛ sɛ, awɔw bere.

Anaa “munni wɔn so.”

Anaa “ne kra.”

Anaa “mo kra mogya.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “abɔde a ɛte ase.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “ɔhonam a ɛte ase nyinaa kra.”

Anaa “ɔhonam a ɛte ase nyinaa kra.”

Anaa “bobeturo.”

Anaa “da adagyaw.”

Anaa “bobesa.”

Ɛkyerɛ sɛ ɔnyɛ Sem akoa.

Anaa “n’ahenni mfiase.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Ɛka bom yɛ kurow kɛse no.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ne nua kumaa.”

Ɛkyerɛ, “Mpaapaemu.”

Anaa “asaase mu kyekyɛe.”

Ɛkyerɛ, “Basabasa.”

Anaa “benya nhyira ama wɔn ho.”

Anaa “akra.”

Nt., “W’aba.”

Anaa “ɔrekɔyɛ ɔhɔho wɔ hɔ.”

Anaa “wode agye me kra nkwa.”

Anaa “ɔhaw akɛse.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “w’aba.”

Anaa “Asaasetraa so.”

Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awu.

Anaa “Asaasetraa so.”

Anaa “Asaasetraa so.”

Nt., “nua.”

Anaa “Asaasetraa so.”

Anaa “akra.”

Nt., “aba.”

Nt., “ɔba.”

Nt., “nea obefi w’asen mu aba.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “w’aba.”

Ɛyɛ popã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.

Nt., “w’aba.”

Nt., “too wo kokom.”

Nt., “kɔbrɛ wo ho ase hyɛ ne nsa ase.”

Nt., “w’aba.”

Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Atie.”

Anaa “wuram afurum.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ obi a ɔyɛ nea ɔno ara pɛ.

Ebetumi nso akyerɛ, “ɔne ne nuanom nyinaa bedi asi.”

Ɛkyerɛ, “Ɔteasefo a Ohu Me No Abura.”

Anaa “na wie pɛyɛ.”

Ɛkyerɛ, “Agya No Korɔn (Wɔama No So).”

Ɛkyerɛ, “Dodow Agya (Nnipadɔm Agya); Nnipa Pii Agya.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “w’aba.”

Anaa “ntwa ne dua.”

Nt., “w’aba.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “wobetwa no afi ne nkurɔfo mu akyene.”

Ebetumi akyerɛ “Aperepere.”

Ɛkyerɛ, “Ɔdehye.”

Ɛkyerɛ, “Ɔserew.”

Nt., “n’aba.”

Nt., “momfa nhyɛ mo koma den.”

Nt., “seah susude.” Seah susude baako yɛ lita 7.33 (bɛyɛ olonka 2 ne magyirin konko 2 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Kyerɛ sɛ, na Sara atwa bra.

Anaa “benya nhyira ama wɔn ho.”

Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma ɛkaw.

Anaa “m’ahobammɔ.”

Anaa “kra.”

Anaa “me kra nkwa.”

Anaa “ɔdɔ a enni huammɔ.”

Anaa “me kra nnya nkwa.”

Ɛkyerɛ, “Ketewa.”

Anaa “sufre.” Ade bi a ɛte sɛ atuduru a wɔde gu ogya mu ma ɛdɛw.

Kyerɛ sɛ, “fononoo kɛse a wɔde tõ birikisi.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “bɛyɛɛ ɔhɔho wɔ.”

Kyerɛ sɛ, na ɔne no nnae.

Anaa “ɔman trenee?”

Anaa “Eyi na mede retew w’anim.”

Anaa “na Yehowa ato mmea a wɔwɔ Abimelek fi nyinaa yafunu mu.”

Anaa “otwaa ne dua.”

Ebetumi nso akyerɛ, “bɛserew me.”

Nt., “Tie ne nne.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “toa a wɔde aboa nhoma ayɛ.”

Anaa “ɔtew ne ho bɛyɛ sɛ nea wɔtow agyan a ɛbɛtɔ.”

Ebetumi akyerɛ “Ntanka Abura; [Nguan Mma] Ason Abura.”

Anaa “yɛɛ ɔhɔho wɔ.”

Nt., “nna pii.”

Ebetumi akyerɛ nnyansramma.

Anaa “wura kusuu.”

Ɛkyerɛ, “Yehowa Bɛkyerɛ; Yehowa De Bɛma.”

Anaa “W’asefo.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ ade baako, nanso etumi gyina hɔ ma dodow kabea.

Nt., “w’aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ ade baako, nanso etumi gyina hɔ ma dodow kabea.

Anaa “n’atamfo nkurow.”

Anaa “w’aba.”

Tete mmere mu no, na ɛyɛ ɔbea a ɔto aware so, kyerɛ sɛ, ɔbea a obi aware no aka ne yere ho.

Ebetumi nso akyerɛ, “obirɛmpɔn kɛse.”

Anaa “mo kra pene so.”

Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no, sɛ wɔreka ntam a, saa na na wɔyɛ de si so dua.

Nt., “w’aba.”

Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Dwetɛbona baako yɛ gram 11.4. Hwɛ Nkh. B14.

Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ Laban.

Anaa “Yɛn de, yɛrentumi nka papa anaa bɔne nkyerɛ wo.”

Kyerɛ sɛ, ɔbea a ɔhwɛɛ no maa no nufu wɔ ne mmofraase a afei ɔsom no no.

Nt., “w’aba.”

Anaa “atamfo nkurow.”

Ɛyɛ kasakoa a egyina hɔ ma owu.

Anaa “nsaase a wɔagye ho ban.”

Ɛyɛ kasakoa a egyina hɔ ma owu.

Anaa “Ismael asefo tenaa.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Ɔne ne nuanom nyinaa dii asi.”

Ɛkyerɛ, “Ne Ho Wɔ Nwi.”

Ɛkyerɛ, “Nea Okura Obi Nantin; Nea Osi Obi Ananmu.”

Anaa “hanam.”

Nt., “kɔkɔɔ no, saa kɔkɔɔ yi.”

Anaa “ɔkɔm rekum me!”

Ɛkyerɛ, “Kɔkɔɔ.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “w’aba.”

Anaa “Isak abam ne yere Rebeka.”

Ɛkyerɛ, “Akameakame.”

Ɛkyerɛ, “Sobo.”

Ɛkyerɛ, “Baabi a Ɛhɔ Trɛw.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “honhom dii awerɛhow.”

Anaa “me kra nhyira.”

Anaa “wo kra nhyira.”

Anaa “me kra nhyira wo.”

Anaa “bobesa.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “wo kra nhyira me.”

Ɛkyerɛ, “Nea Okura Obi Nantin; Nea Osi Obi Ananmu.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “magyam.”

Nt., “nea ɔde rekyekye ne ho werɛ ne sɛ onya wo a, obekum wo.”

Nt., “w’aba.”

Anaa “antweri.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “W’aba.”

Nt., “w’aba.”

Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Fi.”

Nt., “paanoo.”

Nt., “ne nua.”

Anaa “me ho nipa a me ne wo fi mogya baako mu.”

Nt., “me nua.”

Nt., “tan.”

Nt., “obuee ne yam.”

Ɛkyerɛ, “Hwɛ, Ɔbabarima!”

Ɛkyerɛ, “Wate.”

Ɛkyerɛ, “Ka Fam Ho; Ka Bata Ho.”

Ɛkyerɛ, “Nkamfo; Ade a Wɔkamfo.”

Anaa “wasiw wo yafunu ano a wuntumi nwo.”

Nt., “ɔnwo nto me srɛ so.”

Ɛkyerɛ, “Ɔtemmufo.”

Ɛkyerɛ, “Madi Asi.”

Ɛkyerɛ, “Aba-Yiye.”

Ɛkyerɛ, “Anigye; Anigyesɛm.”

Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ntɔmmɔ anaa santom a ɛsow aba. Ná nkurɔfo susuw sɛ ɛma awo.

Anaa “ɔpaani akatua.”

Ɛkyerɛ, “Ɔyɛ Akatua.”

Ɛkyerɛ, “Obegye Atom.”

Nt., “Onyankopɔn tiee no na obuee ne yafunu mu.”

Ɛyɛ Yosifia a wɔatwa no tiaa. Ɛkyerɛ, “Yah Mfa Bi Nka Ho (Ɔmma Ɛnnɔɔso).”

Anaa “adanse.”

Anaa “me trenee.”

Ɛyɛ dua bi a ɛpae nhwiren fitaa.

Anaa “abusua abosom; ahoni.”

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Anaa “n’abusuafo.”

Nt., “Hwɛ yiye na asɛm biara a wobɛka akyerɛ Yakob no, woamma papa annan bɔne.”

Nt., “mma.”

Anaa “yɛn abusuafo.”

Aram asɛmfua a ɛkyerɛ “Abokuw a Edi Adanse.”

Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “Abokuw a Edi Adanse.”

Nt., “wodii paanoo.”

Nt., “ne mma.”

Ɛkyerɛ, “Asoɛe Abien.”

Nt., “asaase so.”

Anaa “Makɔyɛ ɔhɔho wɔ.”

Nt., “w’aba.”

Anaa “kɔfaa baabi a wɔfa twa Yabok asu no twae.”

Anaa “subon.”

Ɛkyerɛ, “Nea Ɔne Onyankopɔn Apere So” anaa “Onyankopɔn Ne Obi Apere So.”

Ɛkyerɛ, “Onyankopɔn Anim.”

Anaa “me kra anya nkwa.”

Anaa “Peniel.”

Ɛkyerɛ, “Apata; Asese.”

Anaa “kɔsra wɔn.”

Anaa “ne kra fam Yakob ba Dina ho.”

Nt., “ɔkaa ababaa no koma too ne yam.”

Anaa “Sekem kra fam ne ho.”

Anaa “momma yenni ayeware.”

Anaa “ontwaa ne dua.”

Anaa “yɛn babea.”

Anaa “mmusu.”

Ɛkyerɛ, “Betel Nyankopɔn.”

Ɛkyerɛ, “Odum Nisu.”

Nt., “befi w’asen mu aba.”

Nt., “w’aba.”

Anaa “ne kra.”

Ɛkyerɛ, “M’awerɛhow Ba.”

Ɛkyerɛ, “Me Nsa Nifa Ba.”

Tete mmere mu no, na ɛyɛ ɔbea a ɔto aware so, kyerɛ sɛ, ɔbea a obi aware no aka ne yere ho.

Nt., “wɔboaboaa no kɔkaa ne nkurɔfo ho.” Eyi yɛ kasakoa, na ɛkyerɛ sɛ obi awu.

Anaa “akra.”

Anaa “wɔabɛsoɛ so.”

Tete mmere mu no, na ɛyɛ ɔbea a ɔto aware so, kyerɛ sɛ, ɔbea a obi aware no aka ne yere ho.

Nt., “Israel mma.”

Anaa “ataade tenten bi a ɛyɛ fɛ.”

Anaa “Asaasetraa so.”

Anaa “Monnyɛ no bɔne.”

Ná wɔde nsu a efi dua abona yi mu yɛ aduhuam.

Nt. “yɛkata ne mogya so.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Kyerɛ sɛ, Yuda.

Nt., “Asɔrefi tuutuuni.”

Ɛkyerɛ, “Pae,” ebetumi aba sɛ ɛkyerɛ awotwaa a ɔpaee no no.

Nt., “wodii nna kakra.”

Nt., “amoa mu; obon mu.”

Anaa “atoko.”

Nt., “amoa mu; obon mu.”

Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase no betumi akyerɛ sɛ oyii n’abogyesɛ ne ne ti nwi.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ asɛm a wɔka de bɔ gye obi so ma nkurɔfo di no ni na wɔhyɛ no anuonyam.

Nt., “mma ne nsa anaa ne nan so.”

Kyerɛ sɛ, Heliopoli.

Anaa “fii ase kyinkyinii.”

Anaa “kɔyɛɛ adwuma maa Egypt hene Farao.”

Kyerɛ sɛ, Heliopoli.

Ɛkyerɛ, “Nea Ɔma Awerɛfi Ba; Nea Ɔde Awerɛfi Ba.”

Ɛkyerɛ, “Masow Aba Mprenu.”

Nt., “paanoo.”

Nt., “paanoo.”

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ hwiit anaa afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.

Kyerɛ sɛ, nkurɔfo a wɔsoma wɔn kodɛɛ ma wɔkɔhwɛ sɛnea baabi te na wɔbɛka.

Anaa “baabi a ahobammɔ nni.”

Anaa “ne kra wɔ ahoyeraw mu.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ná wɔde nsu a efi dua abona yi mu yɛ aduhuam.

Anaa “Wɔtenatenaa.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ne kra fam ne kra ho.”

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “mfuntum.”

Anaa “moanya nkaefo bi wɔ asaase so.”

Nt., “Farao agya.”

Anaa “adɔ srade.”

Anaa “moadi so aba.”

Anaa “anka ne koma.”

Anaa “ne honhom san no.”

Anaa “ne ho nnipa.”

Kyerɛ sɛ, owu a, Yosef na ɔbɛka n’ani agu so.

Anaa “Ne mma mmarima ne ne mma mmea akra.”

Anaa “akra.”

Kyerɛ sɛ, Heliopoli.

Anaa “akra.”

Nt., “mma mmarima.”

Anaa “akra.”

Anaa “Akra.”

Anaa “akra baanu.”

Anaa “Akra.”

Anaa “mfe a mede tenaa nkurɔfo nsaase so.”

Anaa “mfe a wɔde tenaa nkurɔfo nsaase so.”

Nt., “paanoo.”

Nt., “paanoo.”

Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no, sɛ wɔreka ntam a, saa na na wɔyɛ de si so dua.

Nt., “me ne m’agyanom kɔda.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “w’aba.”

Nt., “Israel nkotodwe ho.”

Nt., “n’aba.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ebetumi nso akyerɛ, “Me honhom.”

Ɛkyerɛ, “Nea Ade Wɔ No.”

Anaa “bobe mogya.”

Nt., “paanoo.”

Nt., “bɛdɔ srade.”

Kyerɛ sɛ, Yosef.

Ɛyɛ kasakoa a egyina hɔ ma owu.

Ɛyɛ kasakoa a egyina hɔ ma owu.

Ɛkyerɛ, “Egyptfo ayi.”

Anaa “Efraim awo ntoatoaso abiɛsa.”

Kyerɛ sɛ, ɔfaa wɔn sɛ ne mma a ɔpɛ wɔn asɛm paa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena