Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Adiyisɛm 1:1-22:21
  • Adiyisɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adiyisɛm
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Adiyisɛm

YOHANE ADIYISƐM

1 Yesu Kristo adiyisɛm;* Onyankopɔn de maa no+ sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa+ nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛba ntɛm. Na ɔsomaa ne bɔfo ma ɔnam nsɛnkyerɛnne so de maa n’akoa Yohane.+ 2 Ɔno na asɛm a Onyankopɔn de mae ne adanse a Yesu Kristo de mae, yiw, nea ohui nyinaa no, odii ho adanse. 3 Anigye ne nea ɔkenkan nkɔmhyɛ yi mu nsɛm no den, ne wɔn a wotie na wodi nea wɔakyerɛw wom no so,+ efisɛ bere a wɔahyɛ no abɛn.

4 Me Yohane, mede nhoma yi rekɔma asafo ason+ a ɛwɔ Asia mantam mu no:

Adom ne asomdwoe mfi “Nea na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ, a ɔreba,”+ ne ahonhom ason+ a ɛwɔ n’ahengua no anim, 5 ne Yesu Kristo, “Ɔdansefo Nokwafo no,”+ “nea odi kan a wonyan no fii awufo mu,”+ ne “asaase so ahemfo Sodifo”+ no hɔ nka mo.

Nea ɔdɔ yɛn+ na ɔnam n’ankasa mogya so gyee yɛn fii yɛn bɔne mu,+ 6 na wayɛ yɛn ahemman+ ne asɔfo+ ama ne Nyankopɔn ne n’Agya no, yiw, ɔno na anuonyam ne tumi nka no daa. Amen.

7 Hwɛ! Ɔnam omununkum mu reba,+ na aniwa nyinaa behu no, ne wɔn a wɔde ade wɔɔ no no; na ne nti, asaase so mmusuakuw nyinaa bedi awerɛhow.+ Yiw, Amen.

8 “Mene Alfa ne Omega,”*+ Yehowa* Nyankopɔn na waka, “Nea na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ, a ɔreba, ade nyinaa so Tumfo+ no.”

9 Me Yohane, mo nua a Yesu ayɔnkofa+ nti me ne mo nyinaa nya kyɛfa wɔ amanehunu,+ ahenni,+ ne animia+ mu no, ná mewɔ supɔw a wɔfrɛ no Patmo so esiane Onyankopɔn ho asɛm a mekae ne Yesu ho adanse a midii nti. 10 Mebaa Awurade da no mu wɔ honhom mu, na metee nne kɛse bi wɔ m’akyi te sɛ torobɛnto.* 11 Ɛkae sɛ: “Nea wuhu no, kyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee mu na fa kɔma asafo ason no: Efeso+ ne Smirna+ ne Pergamo+ ne Tiatira+ ne Sardi+ ne Filadelfia+ ne Laodikea.”+

12 Na medan m’ani sɛ merehwɛ onii a ɔne me rekasa no, na bere a medan m’ani no, mihuu sika kɔkɔɔ nkaneadua ason,+ 13 na mihuu obi a ɔte sɛ onipa ba+ wɔ nkaneadua no mfinimfini. Ná ɔhyɛ ataade a esi ne nan ase, na na sika kɔkɔɔ abɔso bɔ ne koko so. 14 Afei nso, na ne ti nwi yɛ fitaa te sɛ oguan nwi fitaa, te sɛ sukyerɛmma, na n’aniwa te sɛ ogyaframa,+ 15 na ne nan te sɛ kɔbere fɛfɛɛfɛ+ a ayɛ kɔɔ wɔ fononoo mu, na ne nne te sɛ nsu bebree a ɛrebu fa so. 16 Ná nsoromma ason+ wɔ ne nsa nifa mu, na sekan anofanu tenten a ano yɛ nnam+ fi n’anom, na na n’anim te sɛ owia a ɛrebɔ denneennen paa.+ 17 Bere a mihuu no no, mehwee ne nan ase te sɛ obi a wawu.

Ɛnna ɔde ne nsa nifa too me so, na ɔkae sɛ: “Nsuro. Mene Odikanfo+ ne Okyikafo,+ 18 ne ɔteasefo+ no, na miwui,+ nanso, hwɛ! mete ase daa daa,+ na mikura owu ne Ɔdamoa* nsafe.+ 19 Enti kyerɛw nea wuhui, ne nea ɛwɔ hɔ ne nea ɛbɛba wɔ eyinom akyi no to hɔ. 20 Ahintasɛm kronkron a ɛfa nsoromma ason a wuhui wɔ me nsa nifa mu, ne sika kɔkɔɔ nkaneadua ason ho no, nea ɛkyerɛ ni: Nsoromma ason no yɛ asafo ason no abɔfo no, na nkaneadua ason no yɛ asafo ason no.+

2 “Kyerɛw kɔma Efeso+ asafo no bɔfo+ sɛ: Eyi na nea okura nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu, na ɔnam sika kɔkɔɔ nkaneadua ason+ no mfinimfini no ka: 2 ‘Minim wo nnwuma, ne wo brɛ ne w’animia. Na minim nso sɛ wonsosɔ nnipabɔnefo so, na wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ asomafo+ nanso wɔnyɛ asomafo no, wosɔɔ wɔn hwɛe, na wuhui sɛ wɔyɛ atorofo. 3 Afei nso, woda so de animia gyina mu, na me din nti,+ woagyina mu a wommrɛe.+ 4 Nanso mewɔ biribi tia wo. Ɛne sɛ, ɔdɔ a na wowɔ kan no, woama atew kɔ.

5 “‘Enti kae baabi a wufi hwee ase no, na sakra,+ na san yɛ nnwuma a na woyɛ kan no. Anyɛ saa a, mɛba wo so na mabeyi wo kaneadua+ no afi baabi a esi, gye sɛ wosakra.+ 6 Nanso adepa bi wɔ wo ho. Ɛne sɛ, matew-me-ho kuw a wɔfrɛ wɔn Nikolaifo+ no, wukyi wɔn nnwuma sɛnea me nso mikyi no. 7 Ma nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no:+ Nea odi nkonim no,+ mɛma wadi nkwa dua+ a ɛwɔ Onyankopɔn paradise mu no bi.’

8 “Kyerɛw kɔma Smirna asafo no bɔfo sɛ: Eyi na ‘Odikanfo ne Okyikafo+ no,’ nea owui na wasan aba nkwa mu bio+ no ka: 9 ‘Minim w’amanehunu ne wo hia, nanso woyɛ osikani.+ Mesan nim abususɛm a nnipa bi a wose wɔyɛ Yudafo ka tia wo no. Nanso wɔnyɛ Yudafo, na mmom wɔyɛ Satan apamfo.*+ 10 Nsuro amanehunu a ɛrebɛto wo no.+ Hwɛ! Ɔbonsam bɛkɔ so de mo mu bi agu afiase na ama wɔasɔ mo ahwɛ koraa, na mubehu amane dadu. Di nokware kosi owu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.+ 11 Ma nea ɔwɔ aso no ntie+ nea honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no: Nea odi nkonim no,+ owuprenu+ no renka no da.’

12 “Kyerɛw kɔma Pergamo asafo no bɔfo sɛ: Eyi na nea ɔwɔ sekan anofanu tenten a ano yɛ nnam+ no ka: 13 ‘Minim baabi a wote; ɛhɔ na Satan ahengua si. Nanso woda so ara kura me din mu denneennen,+ na gyidi a wowɔ wɔ me mu no, woannyae mu+ wɔ me dansefo nokwafo+ Antipa nna no mu mpo. Ɔno na wokum no+ wɔ wo nkyɛn, baabi a Satan te no.

14 “‘Nanso mewɔ nsɛm kakra tia wo. Ɛne sɛ, wowɔ ebinom wɔ wo mu a wokura Baalam nkyerɛkyerɛ+ mu denneennen, nea ɔkyerɛɛ Balak+ sɛ ɔnnaadaa Israel mma* na wonni nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom na wɔmmɔ aguaman*+ no. 15 Saa ara nso na wowɔ nnipa bi wɔ wo mu a wokura Nikolaifo kuw*+ no nkyerɛkyerɛ mu denneennen. 16 Enti sakra. Anyɛ saa a, mereba wo nkyɛn ntɛm, na mede sekan tenten a efi m’anom+ no ne wɔn bɛko.

17 “‘Ma nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no:+ Nea odi nkonim no,+ mɛma no mana a ahintaw+ no bi, na mɛma no ɔbo fitaa nso. Wɔakyerɛw din foforo bi agu saa ɔbo no so a obiara nnim, gye nea ne nsa bɛka no nko ara.’

18 “Kyerɛw kɔma Tiatira asafo+ no bɔfo sɛ: Eyi na Onyankopɔn Ba a n’ani te sɛ ogya a ɛredɛw+ na ne nan te sɛ kɔbere fɛfɛɛfɛ+ no ka: 19 ‘Minim wo nnwuma, ne wo dɔ ne wo gyidi ne wo som adwuma ne w’animia, na minim nso sɛ, nnwuma a woreyɛ seesei no sen kan de no.

20 “‘Nanso mewɔ biribi tia wo. Ɛne sɛ, wososɔ saa ɔbea Yesebel+ no so. Nea ɔfrɛ ne ho odiyifobea, na ɔkyerɛkyerɛ me nkoa, na ɔdaadaa wɔn ma wɔbɔ aguaman*+ na wodi nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom no. 21 Memaa no bere sɛ ɔmfa nsakra, nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakra fi n’aguamammɔ* no ho. 22 Hwɛ! Merebɛtow no ato ɔyare mpa so, na mede wɔn a wɔne no sɛe aware no akɔ amanehunu kɛse mu, gye sɛ wɔsakra fi ne nnwuma no ho. 23 Na mede owuyare bɛbobɔ ne mma akunkum wɔn, na ama asafo no nyinaa ahu sɛ me na mehwehwɛ nnipa tirim adwene* ne wɔn koma mu. Na metua mo mu biara ka sɛnea ne nnwuma te.+

24 “‘Nanso mo a moaka a mowɔ Tiatira, wɔn a wonni saa nkyerɛkyerɛ yi akyi nyinaa, wɔn a wɔanhu nea wɔfrɛ no “Satan nneɛma a emu dɔ”+ no, mereka akyerɛ mo sɛ: Meremfa adesoa foforo biara nto mo so. 25 Ɛno ara ne sɛ, munkura nea mowɔ no mu denneennen nkosi sɛ mɛba.+ 26 Na nea odi nkonim na ɔyɛ me nnwuma kosi awiei no, mɛma no amanaman no so tumi,+ 27 sɛnea me nso minyaa tumi fii m’Agya hɔ no ara, na ɔde dade poma bedi nnipa no so*+ na wabubu wɔn asinasin te sɛ nhina. 28 Na mede adekyee nsoromma+ bɛma no. 29 Ma nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no.’

3 “Kyerɛw kɔma Sardi asafo no bɔfo sɛ: Eyi na nea ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom ason+ ne nsoromma ason+ no ka: ‘Minim wo nnwuma sɛ wowɔ din* sɛ wote ase, nanso woawu.+ 2 Wɛn,+ na hyɛ nneɛma a aka a anka ɛreyɛ awu no den, efisɛ minhuu sɛ woayɛ wo nnwuma awie wɔ me Nyankopɔn anim. 3 Enti kɔ so kae nea woanya ne nea woate, na kɔ so di so, na sakra.+ Na sɛ woannyan a, mɛba sɛ ɔkorɔmfo,+ na bere* ko a mɛba wo so no, worenhu da.+

4 “‘Nanso wowɔ nnipa kakra* wɔ Sardi a wɔangu wɔn ntaade ho fĩ,+ na wɔne me bɛnantew ntaade fitaa+ mu, efisɛ wɔfata. 5 Enti nea odi nkonim no,+ wɔde ntaade fitaa+ bɛhyɛ no. Na merempopa ne din mfi nkwa nhoma+ no mu da, na mmom mɛbɔ ne din wɔ m’Agya ne n’abɔfo anim.+ 6 Ma nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no.’

7 “Kyerɛw kɔma Filadelfia asafo no bɔfo sɛ: Eyi na nea ɔyɛ kronkron,+ nea ɔyɛ ɔnokwafo,+ nea ɔwɔ Dawid safe,+ a sɛ obue a obiara ntom, na ɔtom a obiara mmue no ka: 8 ‘Minim wo nnwuma, hwɛ! mede ɔpon a wɔabue+ asi w’anim a obiara rentumi ntom. Na minim sɛ wowɔ tumi kakra, na wudii m’asɛm so, na woampo me din. 9 Hwɛ! Wɔn a wofi Satan apamfo* mu a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafo, nanso wɔnyɛ Yudafo+ na mmom wɔredi atoro no, hwɛ! mɛma wɔaba abɛkotow wo nan ase na wɔahu sɛ medɔ wo. 10 Esiane sɛ nea wote faa m’animia+ ho no, wudii so nti,* me nso, sɔhwɛ bere a ɛbɛba wiase nyinaa abɛsɔ wɔn a wɔte asaase so ahwɛ no, mɛkora wo so.+ 11 Mereba ntɛm.+ Kɔ so kura nea wowɔ no mu denneennen, na obi annye w’ahemmotiri.+

12 “‘Nea odi nkonim no, mɛyɛ no edum wɔ me Nyankopɔn asɔrefi, na ɔremfi hɔ nkɔ bio. Na mɛkyerɛw me Nyankopɔn din,+ ne me Nyankopɔn kurow, Yerusalem Foforo+ a efi me Nyankopɔn hɔ sian fi soro no din, ne m’ankasa me din foforo+ no wɔ no so. 13 Ma nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no.’

14 “Kyerɛw kɔma Laodikea asafo+ no bɔfo sɛ: Eyi na Amen no+ ka, ɔdansefo+ nokwafo a onni huammɔ,+ Onyankopɔn adebɔ mfiase+ no: 15 ‘Minim wo nnwuma, sɛ wonyɛ nwini na wonyɛ hyew. Me yam a anka woyɛ nwini anaa woyɛ hyew. 16 Enti esiane sɛ woyɛ boturobodwo a wonyɛ hyew+ na wonyɛ nwini+ nti, merebɛfe wo afi m’anom. 17 Efisɛ woka sɛ: “Meyɛ osikani,+ manya me ho, na hwee nhia me.” Nanso wunnim sɛ w’asɛm yɛ mmɔbɔ san yɛ awerɛhow, na woyɛ ohiani ne onifuraefo, na woda adagyaw. 18 Enti mitu wo fo sɛ, tɔ sika kɔkɔɔ a wɔde ogya ayi mu fĩ wɔ me nkyɛn na woayɛ osikani, na tɔ ntaade fitaa na woatumi asiesie wo ho na w’adagyaw anna adi amma w’ani anwu,+ na tɔ ani aduru a wode bɛsra w’aniwa+ na woahu ade.+

19 “‘Wɔn a mepɛ wɔn asɛm nyinaa, mekasa kyerɛ wɔn, na meteɛ wɔn so.+ Enti keka wo ho na sakra.+ 20 Hwɛ! migyina ɔpon ano rebom. Sɛ obi te me nne na obue ɔpon no a, mɛba ne fi ne no abedi anwummere aduan, na ɔno nso ne me adidi. 21 Nea odi nkonim no,+ mɛma ɔne me atena m’ahengua so,+ sɛnea me nso midii nkonim na me ne m’Agya tenaa+ n’ahengua so no. 22 Ma nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no.’”

4 Eyinom akyi no, mihui, na hwɛ! ɔpon bi a wɔabue ano ato hɔ wɔ soro. Na ɛnne a edi kan a metee sɛ ɛne me rekasa no te sɛ torobɛnto. Ɛka kyerɛɛ me sɛ: “Foro bra ha, na mɛkyerɛ wo nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛba.” 2 Eyi akyi no, honhom no baa me so ntɛm ara, na hwɛ! na ahengua bi si soro, na na obi te ahengua no so.+ 3 Ná Nea ɔte so no hyerɛn te sɛ ahwehwɛbo+ ne mogyanambo, na na nyankontɔn a ɛte sɛ ahabammonobo+ atwa ahengua no ho nyinaa ahyia.

4 Ná nhengua 24 atwa ahengua no ho nyinaa ahyia, na mihui sɛ mpanyimfo 24+ a wɔhyehyɛ ntaade fitaa tete nhengua yi so, na sika kɔkɔɔ ahenkyɛw hyehyɛ wɔn ti. 5 Ná anyinam+ ne ɛnne ahorow ne aprannaa+ fi ahengua no mu reba. Ná ogya nkanea ason redɛw wɔ ahengua no anim, na nkanea ason no gyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom ason+ no. 6 Ná biribi wɔ ahengua no anim a ɛte sɛ ahwehwɛ po,+ te sɛ ahwehwɛbo.

Ná ateasefo* baanan+ wɔ ahengua no mfinimfini* ne ahengua no ho, na na aniwa tuatua wɔn anim ne wɔn akyi nyinaa. 7 Ná ɔteasefo a odi kan no te sɛ gyata,+ na ɔteasefo a ɔto so abien no te sɛ nantwinini,+ na ɔteasefo a ɔto so abiɛsa+ no anim te sɛ onipa anim, ɛnna ɔteasefo a ɔto so anan+ no te sɛ ɔkɔre a ɔnam wim.+ 8 Ateasefo baanan no, na wɔn mu biara wɔ ntaban asia. Ná aniwa tuatua wɔn ntaban no ho ne ase nyinaa.+ Na daa, awia ne anadwo, wɔka sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne Yehowa*+ Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfo a na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ, a ɔreba.”+

9 Na bere biara a ateasefo no de anuonyam ne nidi ne aseda bɛma Nea ɔte ahengua no so, Nea ɔte ase daa daa no,+ 10 mpanyimfo 24+ no hwehwe fam wɔ Nea ɔte ahengua no so no anim, na wɔsom Nea ɔte ase daa daa no, na wotutu wɔn ahenkyɛw gu ahengua no anim, na wɔka sɛ: 11 “Yehowa,* yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam+ ne nidi+ ne tumi,+ efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa,+ na wo pɛ nti na ɛbae na wobɔe.”

5 Na mihuu nhoma mmobɔwee bi wɔ Nea ɔte ahengua no so+ no nsa nifa mu. Ná wɔakyerɛw anim ne akyi, na na wɔde ahyɛnsode ason atetare ano denneennen. 2 Na mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo bi a ɔde nne kɛse reteɛm sɛ: “Hena na ɔfata sɛ ɔtetew ahyɛnsode a ɛtetare nhoma no ano no, na obue mu?” 3 Nanso ɔsoro oo, asaase so oo, asaase ase oo, obiara nni hɔ a na obetumi abue nhoma mmobɔwee no mu anaa obetumi ahwɛ mu. 4 Na misui paa, efisɛ wɔannya obiara a ɔfata sɛ obue nhoma mmobɔwee no mu anaa ɔhwɛ mu. 5 Ɛnna mpanyimfo no baako ka kyerɛɛ me sɛ: “Gyae su. Hwɛ! Yuda abusuakuw mu Gyata,+ Dawid+ ntini+ no, wadi nkonim,+ enti obetumi atetew nhoma mmobɔwee no ahyɛnsode ason no na wabue mu.”  

6 Na mihuu oguammaa+ bi a ayɛ sɛ nea wɔakum no+ a ogyina ahengua no ne ateasefo* baanan no ne mpanyimfo no mfinimfini.+ Ná ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason. Aniwa no gyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom ason+ a wɔasoma wɔn asaase nyinaa so no. 7 Ntɛm ara na oguammaa no baa anim, na ogyee nhoma mmobɔwee no fii Nea ɔte ahengua no so no+ nsa nifa mu. 8 Na bere a ogyee nhoma mmobɔwee no, ateasefo baanan no ne mpanyimfo 24 no+ butubutuw fam wɔ Oguammaa no anim. Ná wɔn mu biara kura sanku ne sika kɔkɔɔ nkankyee a aduhuam ayɛ no ma. (Aduhuam no gyina hɔ ma akronkronfo no mpaebɔ.)+ 9 Na wɔtoo dwom foforo+ sɛ: “Wofata sɛ wugye nhoma mmobɔwee no na wotetew n’ahyɛnsode no, efisɛ wokum wo na wode wo mogya tɔɔ nnipa+ fii abusua ne kasa* ne nkurɔfo ne ɔman biara mu maa Onyankopɔn,+ 10 na woyɛɛ wɔn ahemman+ ne asɔfo maa yɛn Nyankopɔn,+ na wɔbɛyɛ ahemfo na wɔadi asaase so.”+

11 Afei mihuu abɔfo bebree a wɔatwa ahengua no ne ateasefo no ne mpanyimfo no ho ahyia, na metee wɔn nne nso. Ná wɔn dodow yɛ mpem dudu ahorow mpem dudu ne mpempem bebree,+ 12 na na wɔde nne kɛse reka sɛ: “Oguammaa a wokum no+ no fata sɛ ogye tumi ne ahonya ne nyansa ne ahoɔden ne nidi ne anuonyam ne nhyira.”+

13 Na metee sɛ abɔde biara a ɛwɔ soro ne asaase so ne asaase ase+ ne po mu, ne nea ɛwom nyinaa reka sɛ: “Nhyira ne nidi+ ne anuonyam ne ahoɔden nka Nea ɔte ahengua no so+ no ne Oguammaa no+ daa daa.”+ 14 Na ateasefo baanan no kae sɛ: “Amen!” na mpanyimfo no butubutuw fam, na wɔsomee.

6 Na mihui sɛ Oguammaa no+ atew ahyɛnsode ason+ no baako, na metee sɛ ateasefo* baanan+ no baako de nne a ɛte sɛ aprannaa reka sɛ: “Bra!” 2 Na mihui, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa+ bi ni. Ná nea ɔte no so no kura agyan; na wɔmaa no ahenkyɛw,+ na opue kodii nkonim sɛ obewie ne nkonimdi koraa.+

3 Bere a ɔtew ahyɛnsode a ɛto so abien no, metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abien+ no reka sɛ: “Bra!” 4 Ɛnna ɔpɔnkɔ foforo bi a ɔyɛ kɔkɔɔ bae, na wɔmaa nea ɔte no so no kwan sɛ onyi asomdwoe mfi asaase so sɛnea ɛbɛyɛ a wobekunkum wɔn ho; na wɔmaa no sekan kɛse bi.+

5 Bere a ɔtew ahyɛnsode a ɛto so abiɛsa no,+ metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abiɛsa+ no reka sɛ: “Bra!” Na mihui, na hwɛ! ɔpɔnkɔ tuntum bi ni; na nea ɔte no so no kura nsenia* wɔ ne nsam. 6 Na metee nnyigyei bi te sɛ obi nne fii ateasefo baanan no mfinimfini a ɛreka sɛ: “Hwiit konko abien* yɛ denare*+ baako, na baali* olonka yɛ denare baako; na ngo ne nsã* de, nyɛ no hwee.”+

7 Bere a ɔtew ahyɛnsode a ɛto so anan no, metee ɔteasefo a ɔto so anan+ no nne sɛ ɔreka sɛ: “Bra!” 8 Na mihui, na hwɛ! ɔpɔnkɔ bi a ɔyɛ hoyaa ni; na nea ɔte no so no din de Owu. Ná Ɔdamoa* di n’akyi pɛɛ. Na wɔmaa wɔn asaase nkyekyɛm anan mu baako so tumi sɛ wɔmfa sekan tenten ne aduankɔm+ ne owuyare ne asaase so nkekaboa nkunkum wɔn.+

9 Bere a ɔtew ahyɛnsode a ɛto so anum no, mihuu wɔn a Onyankopɔn asɛm ne adanse a wodii nti+ wokunkum wɔn no akra*+ wɔ afɔremuka no ase.+ 10 Wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Awurade Tumfo, ɔkronkronni ne ɔnokwafo,+ wobɛtwentwɛn wo nan ase akosi da bɛn ansa na woabu wɔn a wɔte asaase so no atɛn na woatua wɔn ka wɔ yɛn mogya ho?”+ 11 Na wɔmaa wɔn mu biara ataade tenten fitaa;+ na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhome kakra nkosi sɛ wɔn mfɛfo asomfo ne wɔn nuanom a wɔrebekunkum wɔn te sɛ wɔn ara no dodow bɛso.+

12 Na mihui sɛ wɔatew ahyɛnsode a ɛto so asia no, na asaasewosow kɛse bi sii; na owia yɛɛ tumm sɛ awerɛhow ntama* a wɔde nwi* ayɛ, na ɔsram no nyinaa yɛɛ sɛ mogya,+ 13 na ɔsoro nsoromma hwehwee asaase so te sɛ borɔdɔma dua a mframa dennen awosow no ama n’aba a ɛmmeree atetew agu. 14 Na ɔsoro fii hɔ kɔe te sɛ nhoma mmobɔwee a wɔrebobɔw,+ na wotuu bepɔw ne supɔw biara fii baabi a ɛwɔ.+ 15 Ɛnna asaase so ahemfo ne atitiriw ne asahene ne asikafo ne ahoɔdenfo ne akoa biara ne obiara a wade ne ho no de wɔn ho siee abodan mu ne mmepɔw mu abotan ntam.+ 16 Na wɔkɔɔ so ara ka kyerɛɛ mmepɔw ne abotan no sɛ: “Mummegu yɛn so,+ na momfa yɛn nhintaw mfi Nea ɔte ahengua no so+ no anim ne Oguammaa+ no abufuw ho, 17 efisɛ wɔn abufuw da kɛse no adu,+ na hena na obetumi agyina ano?”+

7 Eyi akyi no, mihuu abɔfo baanan sɛ wogyinagyina asaase afanan. Ná wokurakura asaase so mframa anan no mu denneennen, sɛnea ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ mfa asaase anaa ɛpo anaa dua biara so. 2 Na mihuu ɔbɔfo foforo a ofi apuei* reforo kɔ soro. Ná okura Onyankopɔn teasefo no ahyɛnsode; na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ abɔfo baanan a wɔama wɔn kwan sɛ wɔnhaw asaase ne ɛpo no sɛ: 3 “Monnhaw asaase anaa ɛpo anaa nnua no, kosi sɛ yɛde ahyɛnsode betintim+ yɛn Nyankopɔn nkoa moma so.”+

4 Na metee wɔn a wɔahyɛ wɔn nsow no dodow; 144,000.+ Woyii wɔn fii Israel mma mmusuakuw nyinaa mu ɛnna wɔhyɛɛ wɔn nsow:+

5 Yuda abusuakuw mu, woyii 12,000 hyɛɛ wɔn nsow;

Ruben abusuakuw mu, woyii 12,000;

Gad abusuakuw mu, woyii 12,000;

6 Aser abusuakuw mu, woyii 12,000;

Naftali abusuakuw mu, woyii 12,000;

Manase abusuakuw mu,+ woyii 12,000;

7 Simeon abusuakuw mu, woyii 12,000;

Lewi abusuakuw mu, woyii 12,000;

Isakar abusuakuw mu, woyii 12,000;

8 Sebulon abusuakuw mu, woyii 12,000;

Yosef abusuakuw mu, woyii 12,000;

Benyamin abusuakuw mu, woyii 12,000 hyɛɛ wɔn nsow.

9 Eyi akyi no, mihui, na hwɛ! nnipakuw kɛse bi a obiara ntumi nkan wɔn, a wofi aman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa*+ nyinaa mu, sɛ wogyinagyina ahengua no ne Oguammaa no anim hyehyɛ ntaade tenten fitaa;+ na wokurakura berɛw wɔ wɔn nsam.+ 10 Na wɔde nne kɛse kɔ so teɛm sɛ: “Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so+ ne Oguammaa no+ hɔ.”

11 Ná abɔfo no nyinaa gyinagyina hɔ atwa ahengua no ne mpanyimfo+ no ne ateasefo* baanan no ho ahyia, na wɔde wɔn anim butubutuw ahengua no anim som Onyankopɔn, 12 na wɔkae sɛ: “Amen! Ayeyi ne anuonyam ne nyansa ne aseda ne nidi ne tumi ne ahoɔden nka yɛn Nyankopɔn daa daa.+ Amen.”

13 Ɛnna mpanyimfo no baako bisaa me sɛ: “Wɔn a wɔhyehyɛ ntaade tenten fitaa+ yi yɛ henanom, na wofi he?” 14 Enti ntɛm ara na meka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura, wo na wunim.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Eyinom na wofi ahohiahia kɛse+ no mu, na wɔahoro wɔn ntaade na wɔama ayɛ fitaa wɔ Oguammaa no mogya mu.+ 15 Ɛno nti na wɔwɔ Onyankopɔn ahengua no anim no. Na wɔde ɔsom kronn rema no awia ne anadwo wɔ n’asɔrefi; na Nea ɔte ahengua no so+ no bɛtrɛw ne ntamadan mu wɔ wɔn so.+ 16 Ɔkɔm ne sukɔm renne wɔn bio, na owia renhye wɔn,+ na ɔhyew biara renka wɔn, 17 efisɛ Oguammaa+ a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛhwɛ wɔn,+ na ɔbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ nkwa nsuti ho.+ Na Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nisu nyinaa.”+

8 Bere a ɔtew+ ahyɛnsode a ɛto so ason no,+ ɔsoro yɛɛ dinn bɛyɛ dɔnhwerew fã. 2 Na mihuu abɔfo baason+ a wogyinagyina Onyankopɔn anim no, na wɔmaa wɔn ntorobɛnto ason.

3 Ɔbɔfo foforo bi bae, na na okura aduhuam kankyee a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ. Obegyinaa afɔremuka no ho,+ na wɔmaa no aduhuam pii+ sɛ ɔmfa nka akronkronfo nyinaa mpaebɔ ho, na ɔmfa mmɔ afɔre wɔ sika kɔkɔɔ afɔremuka+ a esi ahengua no anim no so. 4 Na aduhuam no mu wusiw fii ɔbɔfo no nsam, na ɛne akronkronfo no mpaebɔ+ no foro kɔɔ Onyankopɔn anim. 5 Ɛhɔ ara na ɔbɔfo no faa aduhuam kankyee no, na ɔde afɔremuka so gya no bi hyɛɛ no ma, na ɔtow guu asaase so. Na aprannaa ne nne ahorow ne anyinam+ ne asaasewosow bae. 6 Na abɔfo baason a wokurakura ntorobɛnto ason+ no yɛɛ krado sɛ wɔrebɛhyɛn ntorobɛnto no.

7 Nea odi kan no hyɛn ne torobɛnto no. Na asukɔtweaa ne ogya a ɛne mogya adi afra bae, na wɔtow guu asaase so;+ na asaase no nkyekyɛm abiɛsa mu baako hyewee, na nnua nkyekyɛm abiɛsa mu baako hyewee, na wura momono nyinaa hyewee.+

8 Na ɔbɔfo a ɔto so abien no hyɛn ne torobɛnto no. Na wɔtow biribi te sɛ bepɔw kɛse a ɛrehyew too ɛpo mu.+ Na ɛpo no nkyekyɛm abiɛsa mu baako dan mogya;+ 9 na ɛpo mu abɔde a nkwa wom* no nkyekyɛm abiɛsa mu baako wuwui,+ na ɛpo so ahyɛn nkyekyɛm abiɛsa mu baako sɛee.

10 Ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hyɛn ne torobɛnto no. Na nsoromma kɛse bi a ɛredɛw te sɛ kanea tew fii soro, na ɛbɛhwee nsubɔnten nkyekyɛm abiɛsa mu baako ne nsuti so.+ 11 Nsoromma no din de Awɔnwene. Na nsu no nkyekyɛm abiɛsa mu baako dan awɔnwene, na nsu no maa nnipa pii wuwui efisɛ na ayɛ nwene.+

12 Na ɔbɔfo a ɔto so anan no hyɛn ne torobɛnto no. Na wɔde ade bɔɔ owia nkyekyɛm abiɛsa mu baako+ ne ɔsram nkyekyɛm abiɛsa mu baako ne nsoromma nkyekyɛm abiɛsa mu baako, sɛnea ɛbɛyɛ a emu nkyekyɛm abiɛsa mu baako beduru sum+ na adekyee nkyekyɛm abiɛsa mu baako rennya hann na anadwo nso ayɛ saa ara.

13 Na mihui, na metee sɛ ɔkɔre bi a watu nam wim de nne kɛse reka sɛ: “Munnue, munnue, munnue,+ mo a mote asaase so esiane ntorobɛnto a aka a abɔfo baasa no rebɛhyɛn no nnyigyei nti!”+

9 Ɔbɔfo a ɔto so anum no hyɛn ne torobɛnto no.+ Na mihuu nsoromma bi a efi soro abɛhwe asaase so, na wɔde amoa donkudonku+ no ano safe maa no.* 2 Na obuee amoa donkudonku no ano, na wusiw fii amoa no mu bae te sɛ fononoo kɛse mu wusiw, na amoa no mu wusiw no maa owia yɛɛ tumm,*+ na wim nso yɛɛ saa ara. 3 Na ntutummɛ fii wusiw no mu baa asaase so;+ na wɔmaa wɔn tumi, tumi a asaase so nkekantwɛre wɔ no ara bi. 4 Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnhaw asaase so wura anaa ahaban momono anaa dua biara, na mmom nnipa a wonni Onyankopɔn ahyɛnsode wɔ wɔn moma so no nko ara na wɔnhaw wɔn.+

5 Na wɔamma ntutummɛ no kwan sɛ wonkum wɔn, na mmom wɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnyɛ wɔn ayayade abosome anum. Ɛyaw a wɔfaa mu no, ɛte sɛ nea akekantwɛre ka obi ma ne ho hyehye no no.+ 6 Saa nna no mu no, nnipa bɛhwehwɛ owu nanso wɔrennya, na wɔbɛpɛ sɛ wowu, nanso owu beguan afi wɔn ho.

7 Ná ntutummɛ no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn de wɔn rekɔ ɔko.+ Ná biribi a ɛte sɛ sika kɔkɔɔ ahenkyɛw hyehyɛ wɔn ti, na wɔn anim te sɛ nnipa anim, 8 na wɔwɔ ti nwi te sɛ mmea ti nwi. Na wɔn se te sɛ gyata se,+ 9 na na wɔwɔ nkatabo te sɛ dade nkatabo. Ná wɔn ntaban gyigye te sɛ nteaseɛnam a apɔnkɔ retwe no kiridikiridi akɔ ɔko.+ 10 Afei nso, na wɔwɔ dua a ɛwowɔ te sɛ nkekantwɛre; na wɔn dua mu na tumi a wɔde bepira nkurɔfo abosome anum+ no wɔ. 11 Wɔwɔ ɔhene a odi wɔn so; ɔno ne amoa donkudonku no bɔfo+ no. Ne din wɔ Hebri mu ne Abadon,* na Greek mu de, ne din de Apolion.*

12 Mmusu* baako atwam. Hwɛ! Mmusu+ abien reba wɔ eyinom akyi.

13 Ɔbɔfo a ɔto so asia+ no hyɛn ne torobɛnto no.+ Na metee nne bi fii sika kɔkɔɔ afɔremuka+ a ɛwɔ Onyankopɔn anim no mmɛn no mu, 14 a ɛreka akyerɛ ɔbɔfo a ɔto so asia a okura torobɛnto no sɛ: “Sansan abɔfo baanan a wɔakyekyere wɔn wɔ asubɔnten kɛse Eufrate+ ho no.” 15 Na abɔfo baanan a wɔasiesie wɔn ama ɛdɔn no, ɛda no, bosome no, ne afe no, wɔsansan wɔn sɛ wonkunkum nnipa no mu nkyekyɛm abiɛsa mu baako.

16 Ná asraafo a wɔtete apɔnkɔ so no dodow yɛ mpem aduonu ahorow mpem du:* Metee wɔn dodow. 17 Na sɛnea mihuu apɔnkɔ no ne wɔn a wɔtete wɔn so wɔ anisoadehu no mu ni: Ná wɔwɔ nkatabo a ɛyɛ kɔɔ te sɛ ogya ne afasebiri ne akokɔsrade; na apɔnkɔ no ti te sɛ agyata+ ti, na ogya ne wusiw ne sɔfe* fii wɔn anom bae. 18 Ɔhaw abiɛsa yi na ekunkum nnipa no mu nkyekyɛm abiɛsa mu baako: ogya ne wusiw ne sɔfe a efi wɔn anom bae no. 19 Apɔnkɔ no anom ne wɔn dua mu na wɔn tumi wɔ. Na wɔn dua te sɛ awɔ, na ɛwɔ ti, na eyi na wɔde pira nkurɔfo.

20 Nanso nnipa a aka a ɔhaw no ankunkum wɔn no ansakra amfi wɔn nsa ano nnwuma ho; wɔannyae ɔsom a wɔde ma ahonhommɔne* ne sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne kɔbere ne abo ne dua ahoni a entumi nhu ade, nte asɛm, na entumi nnantew no.+ 21 Na wɔansakra amfi wɔn awudi ne wɔn ahonhonsɛm ne wɔn aguamammɔ* ne wɔn korɔnbɔ ho.

10 Na mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo foforo bi sɛ ɔresian fi soro. Ná ofura omununkum, na na nyankontɔn wɔ ne ti so. Ná n’anim te sɛ owia,+ na ne nan* te sɛ ogya adum. 2 Ná okura nhoma mmobɔwee ketewa bi a wɔabue mu wɔ ne nsam. Na ɔde ne nan nifa sii po so, na ɔde benkum no sii asaase so. 3 Ɔde nne kɛse teɛɛm te sɛ gyata a ɔrebobom.+ Na bere a ɔteɛɛm no, aprannaa+ ason no nne kasae.

4 Na bere a aprannaa ason no kasae no, meyɛe sɛ merekyerɛw, nanso metee nne bi fii soro+ sɛ: “Sɔ nsɛm a aprannaa ason no kae no ano, na nkyerɛw.” 5 Ɔbɔfo a mihui sɛ ogyina ɛpo ne asaase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro, 6 na ɔde Nea ɔte ase daa daa+ a ɔbɔɔ ɔsoro ne nea ɛwom ne asaase ne nea ɛwom ne ɛpo ne nea ɛwom+ no din kaa ntam sɛ: “Ɔrentwɛn bio. 7 Mmom nna a na ɔbɔfo a ɔto so ason+ no rebɛhyɛn ne torobɛnto+ no, ná Onyankopɔn ahintasɛm kronkron+ a ɔkaa ho asɛmpa kyerɛɛ ɔno ara ne nkoa adiyifo+ no aba mu awie.”

8 Na metee nne a efi soro+ no sɛ ɛne me rekasa bio, na ɛkae sɛ: “Kɔ, kogye nhoma mmobɔwee a wɔabue mu a ɛwɔ ɔbɔfo a ogyina ɛpo ne asaase so nsam no.”+ 9 Na mekɔɔ ɔbɔfo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nhoma mmobɔwee ketewa no mma me. Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Gye na di,+ na ɛbɛyɛ nwene wɔ wo yam, nanso w’anom de, ɛbɛyɛ fremfrem sɛ ɛwo.” 10 Ɛnna migyee nhoma mmobɔwee ketewa no fii ɔbɔfo no nsam, na midii,+ na ɛyɛɛ fremfrem sɛ ɛwo wɔ m’anom;+ nanso midi wiei no, ɛyɛɛ nwene wɔ me yam. 11 Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛsɛ sɛ wohyɛ nnipa ne aman ne kasa* ne ahemfo pii ho nkɔm bio.”

11 Na wɔde demmire a ɛte sɛ dua tenten*+ bi maa me, na ɔkae sɛ: “Sɔre na susuw Onyankopɔn asɔrefi no kronkronbea ne afɔremuka no ne wɔn a wɔresom wɔ hɔ no. 2 Na adiwo a ɛwɔ asɔrefi no kronkronbea no akyi no de, twa hɔ gyaw, na nsusuw. Efisɛ wɔde ama amanaman no, na wɔde wɔn nan betiatia kurow kronkron+ no so abosome 42.+ 3 Na mɛma m’adansefo baanu afurafura awerɛhow ntama* ahyɛ nkɔm nnafua 1,260.” 4 Eyinom na ngodua abien+ ne nkaneadua abien+ no gyina hɔ ma wɔn, na wogyinagyina asaase Wura+ no anim.

5 Sɛ obi pɛ sɛ ɔhaw wɔn a, ogya fi wɔn anom ba bɛhyew wɔn atamfo. Na sɛ obi pɛ sɛ ɔhaw wɔn a, saa kwan yi so na ɛsɛ sɛ wokum no. 6 Eyinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu+ na osu antɔ+ wɔ nna a wɔde hyɛ nkɔm no mu. Wɔwɔ tumi nso wɔ nsu so sɛ wɔbɛma adan mogya+ na wɔde ɔhaw nyinaa bi ahaw asaase bere dodow biara a wɔpɛ.

7 Sɛ wowie wɔn adansedi no a, akekaboa a obefi amoa donkudonku no mu aba no ne wɔn bɛko adi wɔn so nkonim na wakum wɔn.+ 8 Na wɔn afunu bɛdeda kurow kɛse no abɔnten so, nea honhom mu no wɔfrɛ no Sodom ne Egypt, baabi a wɔbɔɔ wɔn Wura nso asɛndua mu no. 9 Na nkurɔfo ne mmusuakuw ne kasa* ne aman no mufo bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fã,+ na wɔremma wɔmfa wɔn afunu ngu amoa* mu. 10 Na wɔn a wɔtete asaase so no bedi wɔn ho ahurusi na wɔagye wɔn ani, na wɔde akyɛde bɛmema wɔn ho, efisɛ adiyifo baanu no maa wɔn a wɔtete asaase so no ho yeraw wɔn.

11 Nnansa ne fã no akyi no, nkwa honhom fi Onyankopɔn hɔ bɛhyɛɛ wɔn mu,+ na wɔsɔre gyinaa wɔn nan so, na ehu kɛse kaa wɔn a wohuu wɔn no. 12 Na wɔtee nne kɛse bi fii soro a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momforo mmra ha.” Na wɔforo faa omununkum mu kɔɔ soro, na wɔn atamfo huu wɔn.* 13 Saa bere* no mu ara, asaasewosow kɛse bi sii, na kurow no mu nkyekyɛm du mu baako sɛee, na asaasewosow no kunkum nnipa 7,000, na wɔn a aka no bɔɔ hu, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn no anuonyam.

14 Mmusu*+ a ɛto so abien no atwam. Hwɛ! Mmusu a ɛto so abiɛsa no reba ntɛm.

15 Ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto no.+ Na nne akɛse gyigyee soro sɛ: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo+ no Ahenni,+ na obedi hene daa daa.”+

16 Na mpanyimfo 24+ a wɔtete wɔn nhengua so wɔ Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuw fam, na wɔsom Onyankopɔn, 17 na wɔkae sɛ: “Yɛda wo ase, Yehowa* Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfo, wo a na wowɔ hɔ, na woda so wɔ hɔ,+ efisɛ woafa wo tumi kɛse no na woafi ase redi hene.+ 18 Nanso amanaman no bo fuwii, na w’abufuw bae, na bere a wɔahyɛ no dui sɛ wubu awufo atɛn na wode akatua ma+ wo nkoa adiyifo+ ne akronkronfo ne wɔn a wosuro wo din, nketewa ne akɛse, na wosɛe wɔn a wɔresɛe asaase no.”+

19 Na wobuee Onyankopɔn asɔrefi no kronkronbea a ɛwɔ soro no, na wohuu n’apam adaka no wɔ n’asɔrefi no kronkronbea hɔ.+ Na anyinam paapaee, na ɛnne ne aprannaa ne asaasewosow ne asukɔtweaa kɛse bi bae.

12 Afei sɛnkyerɛnne kɛse bi puei wɔ soro: Ná ɔbea+ bi fura owia, na na ɔsram wɔ ne nan ase, ɛnna ahenkyɛw a wɔde nsoromma 12 ayɛ hyɛ ne ti. 2 Ná ɔnyem, na ɛyaw a ɔrefa mu ne n’awo mu amanehunu nti, na ɔreteɛm.

3 Sɛnkyerɛnne foforo nso puei wɔ soro. Hwɛ! Ɔwɔ kɛse kɔkɔɔ a ne ho yɛ hu*+ bi ni. Ná ɔwɔ ti ason ne mmɛn du, na na ahemmotiri ason bobɔ ne ti. 4 Ne dua twee nsoromma+ a ɛwɔ soro no nkyekyɛm abiɛsa mu baako, na ɔtow guu asaase so.+ Na ɔwɔ a ne ho yɛ hu* no begyinaa ɔbea+ a awo aka no no anim, na sɛ ɔwo a, wamene ne ba no.

5 Na ɔbea no woo ɔbabarima,+ ɔbarima a ɔde dade poma bedi aman nyinaa so.*+ Na wohwim ne ba no kɔɔ baabi a Onyankopɔn ne n’ahengua wɔ. 6 Na ɔbea no guan kɔɔ sare so, baabi a Onyankopɔn asiesie ama no no, baabi a wɔbɛma no aduan nnafua 1,260.+

7 Na ɔko baa soro: Mikael*+ ne n’abɔfo ne ɔwɔ a ne ho yɛ hu* no koe, na ɔwɔ a ne ho yɛ hu* no ne n’abɔfo ne wɔn koe, 8 nanso wodii nkogu,* na wɔannya tenabea wɔ soro bio. 9 Enti wɔtow ɔwɔ kɛse a ne ho yɛ hu*+ no kyenee fam, ɔwɔ dedaw+ no, nea wɔfrɛ no Ɔbonsam+ ne Satan,+ a ɔredaadaa asaase sofo nyinaa+ no; wɔtow no kyenee asaase so,+ na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui. 10 Na metee nne kɛse bi wɔ soro sɛ:

“Afei na yɛn Nyankopɔn nkwagye+ ne n’ahoɔden ne n’Ahenni+ ne ne Kristo no tumi aba, efisɛ nea otwa asɛm to yɛn nuanom so no, wɔatow no akyene fam, nea otwa asɛm to wɔn so awia ne anadwo wɔ yɛn Nyankopɔn anim no!+ 11 Na wodii no so nkonim+ esiane Oguammaa no mogya+ ne asɛm no a wɔbɔɔ no dawuru+ nti,* na ɛba sɛ wobewu mpo a, na wɔnnɔ wɔn kra.*+ 12 Eyi nti, mo ɔsoro ne mo a motete hɔ, momma mo ani nnye! Asaase ne ɛpo nnue,+ efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na ne bo afuw denneennen, efisɛ onim sɛ ne bere a aka sua.”+

13 Afei bere a ɔwɔ a ne ho yɛ hu* no hui sɛ wɔatow no akyene asaase so+ no, ɔtan ɔbea+ a ɔwoo ɔbabarima no ani. 14 Na wɔde ɔkɔre kɛse no ntaban+ abien no maa ɔbea no, sɛnea ɛbɛyɛ a obetu afi ɔwɔ+ no anim akɔ ne tenabea wɔ sare so, baabi a wɔbɛma no aduan bere ne mmere ne bere fã*+ no.

15 Na ɔwɔ no puw nsu te sɛ asubɔnten fii n’anom dii ɔbea no akyi, sɛnea ɛbɛyɛ a asubɔnten no bɛfa no. 16 Nanso asaase bɛboaa ɔbea no, na asaase buee n’anom menee asubɔnten a ɔwɔ a ne ho yɛ hu* no puw fii n’anom no. 17 Enti ɔwɔ a ne ho yɛ hu* no bo fuw ɔbea no, na ɔne ɔbea no asefo*+ a aka a wodi Onyankopɔn ahyɛde so, a wokura Yesu ho adansedi+ adwuma mu no kɔkoe.

13 Na okogyinaa* mpoano anwea so komm.

Na mihuu akekaboa+ bi a ɔwɔ mmɛn du ne ti ason sɛ ɔrepue afi po+ mu. Ná ahemmotiri du bobɔ ne mmɛn ho, na na abusudin* nso wowɔ ne ti ho. 2 Akekaboa a mihuu no no, na ɔte sɛ ɔsebɔ, nanso na ne nan te sɛ osisi nan, ɛnna n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔwɔ a ne ho yɛ hu*+ no de n’ahoɔden ne n’ahengua ne tumi kɛse maa aboa no.+

3 Na mihui sɛ ɛte sɛ nea wɔabɔ akekaboa no ti baako apira no paa. Nanso na wɔasa ekuru a anka ɛreyɛ akum no no.+ Na aboa no ho yɛɛ asaase nyinaa nwonwa ma wodii n’akyi. 4 Na wɔsom ɔwɔ a ne ho yɛ hu* no efisɛ ɔde tumi maa akekaboa no, na wɔsom akekaboa no kae sɛ: “Hena na ɔte sɛ akekaboa no, na hena na obetumi ne no ako?” 5 Na wɔmaa no ano a ɛkeka nsɛm akɛse ne abususɛm, na wɔmaa no tumi sɛ ɔmfa nyɛ adwuma abosome 42.+ 6 Na obuee n’ano kaa abususɛm+ tiaa Onyankopɔn, na ɔkaa abususɛm tiaa ne din ne baabi a ɔte, kyerɛ sɛ, wɔn a wɔtete ɔsoro no.+ 7 Na wɔmaa no kwan sɛ ɔne akronkronfo no nko na onni wɔn so nkonim,+ na wɔmaa no mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa* ne aman nyinaa so tumi. 8 Na wɔn a wɔtete asaase so nyinaa bɛsom no. Wɔn mu biara nni hɔ a wɔakyerɛw ne din wɔ Oguammaa a wokum no+ no nkwa nhoma mmobɔwee+ mu, fi bere a wɔhyɛɛ wiase ase.

9 Sɛ obi wɔ aso a, ma ontie.+ 10 Sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyere obi kɔ a, wɔbɛkyere no akɔ. Sɛ obi de sekan kum a,* ɛsɛ sɛ wɔde sekan kum no.+ Eyi nti na ehia sɛ akronkronfo+ no mia wɔn ani+ na wonya gyidi+ no.

11 Na mihuu akekaboa foforo bi sɛ ɔrepue afi asaase mu. Ná ɔwɔ mmɛn abien te sɛ oguan ba, nanso ofii ase kasae te sɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hu.*+ 12 Ɔde akekaboa+ a odi kan no tumi nyinaa yɛ adwuma wɔ n’anim. Na ɔma asaase ne wɔn a wɔtete so no som akekaboa a odi kan no, nea wɔsaa ne kuru a anka ɛreyɛ akum no no.+ 13 Ɔyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse, na ɔma ogya mpo fi soro ba asaase so wɔ nnipa anim.

14 Esiane nsɛnkyerɛnne a wɔmaa no kwan ma ɔyɛe wɔ akekaboa no anim nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asaase so no, na ɔka kyerɛ wɔn a wɔtete asaase so no sɛ, wɔnyɛ ohoni+ mma akekaboa a na wɔde sekan apira no a ne ho atɔ no no.+ 15 Na wɔmaa no kwan sɛ ɔmfa ahome* mma akekaboa no honi no, sɛnea ɛbɛyɛ a akekaboa no honi no bɛkasa, na wama wɔakum wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔsom akekaboa no honi no nyinaa.

16 Ɔhyɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛse, asikafo ne ahiafo, wɔn a wɔade wɔn ho ne nkoa, sɛ wɔmma wɔn ahyɛnsode wɔ wɔn nsa nifa ho anaa wɔn moma so;+ 17 obiara rentumi ntɔ anaa ɔntɔn gye nea ɔwɔ ahyɛnsode no, aboa no din+ anaa ne din nɔma+ no. 18 Eyi mu na nyansa ho hia: Ma nea ɔwɔ nhumu mmu aboa no nɔma no ano, efisɛ ɛyɛ onipa nɔma; na ne nɔma no yɛ 666.+

14 Na mihui, na hwɛ! Oguammaa+ no gyina Sion Bepɔw+ so, na 144,000+ a wɔakyerɛkyerɛw ne din ne n’Agya din+ wɔ wɔn moma so no ka ne ho. 2 Metee nnyigyei bi fii soro te sɛ nsu bebree a ɛrebu fa so ne aprannaa a ano yɛ den. Na nnyigyei a metee no te sɛ nnwontofo a wɔreto nnwom bɔ wɔn asanku. 3 Ná wɔreto dwom bi a ɛte sɛ dwom foforo+ wɔ ahengua no ne ateasefo* baanan+ no ne mpanyimfo no+ anim. Obiara antumi ansua saa dwom no gye 144,000+ a wɔatɔ wɔn afi asaase so no nko ara. 4 Eyinom na wɔamfa mmea angu wɔn ho fĩ; nokwasɛm ne sɛ wɔn ho tew.*+ Eyinom na wodi Oguammaa no akyi baabiara a ɔbɛkɔ.+ Eyinom na wɔtɔɔ wɔn+ fii nnipa mu sɛ aba a edi kan+ maa Onyankopɔn ne Oguammaa no, 5 na wɔanhu nnaadaa biara wɔ wɔn anom; na dɛm nni wɔn ho.+

6 Mihuu ɔbɔfo foforo bi sɛ watu nam wim, na na okura daa asɛmpa a ɔrekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asaase so, aman ne mmusuakuw ne kasa* ne nkurɔfo nyinaa.+ 7 Na ɔde nne kɛse kae sɛ: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu bere* adu,+ enti monsom Nea ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase ne ɛpo+ ne nsuti no.”

8 Na ɔbɔfo foforo bi, nea ɔto so abien, dii akyi bɛkae sɛ: “Wahwe ase!* Babilon Kɛse+ no ahwe ase,+ nea ɔmaa aman nyinaa nom n’aguamammɔ* ho akɔnnɔ nsã+ no bi no!”

9 Na ɔbɔfo foforo bi nso, nea ɔto so abiɛsa, dii wɔn akyi, na ɔde nne kɛse kae sɛ: “Sɛ obi som akekaboa+ no ne ne honi no na onya ahyɛnsode wɔ ne moma so anaa ne nsa ho+ a, 10 ɔbɛnom Onyankopɔn abufuw nsã* a wɔmfraa mu a wɔahwie agu N’abufuw kuruwa+ mu no nso bi, na wɔbɛyɛ no ayayade wɔ ogya ne sɔfe*+ mu wɔ abɔfo kronkron no ne Oguammaa no anim. 11 Na ayayade a wɔyɛ wɔn* no wusiw bɛforo soro daa daa,+ na wɔrennya ɔhome biara awia ne anadwo, wɔn a wɔsom aboa no ne ne honi no, ne obiara a ogye ne din ahyɛnsode no bi no.+ 12 Eyi nti na ehia sɛ akronkronfo no mia wɔn ani,+ akronkronfo a wokura Onyankopɔn ahyɛde ne Yesu gyidi mu denneennen+ no.”

13 Na metee nne bi fii soro sɛ, “Kyerɛw sɛ: Anigye ne wɔn a wowu wɔ Awurade mu+ fi saa bere yi rekɔ. Yiw, honhom no na ɛka, momma wɔnhome mfi wɔn nnwuma ho, efisɛ nneɛma a wɔyɛe no di wɔn akyi.”*

14 Na mihui, na hwɛ! omununkum fitaa bi ni. Ná obi a ɔte sɛ onipa ba+ te omununkum no so a ɔhyɛ sika kɔkɔɔ ahenkyɛw, na na okura kantankrankyi* a ano yɛ nnam wɔ ne nsam.

15 Na ɔbɔfo foforo fii asɔrefi kronkronbea hɔ bae, na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ nea ɔte omununkum no so no sɛ: “Tow wo kantankrankyi na twa, na bere* adu sɛ wotwa, efisɛ asaase no so nnɔbae abere paa.”+ 16 Na nea ɔte omununkum no so no de ne kantankrankyi no too asaase so, na wotwaa asaase so nnɔbae.

17 Ɔbɔfo foforo bi nso fii asɔrefi kronkronbea a ɛwɔ soro no bae, na na ɔno nso kura kantankrankyi a ano yɛ nnam.

18 Ɔbɔfo foforo bi nso fii afɔremuka no mu bae, na na ɔwɔ ogya so tumi. Na ɔteɛɛm ka kyerɛɛ nea okura kantankrankyi a ano yɛ nnam no sɛ: “Tow wo kantankrankyi a ano yɛ nnam no, na boaboa asaase so bobe asiaw no ano, efisɛ n’aba no abere.”+ 19 Na ɔbɔfo no de ne kantankrankyi no too asaase so, na ɔboaboaa asaase so bobe no ano, na ɔtow guu Onyankopɔn abufuw amoa kɛse a wokyĩ nsã* wom+ no mu. 20 Na wotiatiaa bobe no so wɔ kurow no akyi, na mogya fii amoa a wokyĩ nsã wom no mu foro koduu apɔnkɔ nnareka ho, na etwaa kwan a ne tenten yɛ agoprama 1,600.*

15 Na mihuu sɛnkyerɛnne foforo kɛse bi a ɛyɛ nwonwa wɔ soro, abɔfo baason+ a wokurakura ɔhaw ason. Eyi ne nea etwa to, efisɛ ɛnam so na Onyankopɔn abufuw ba awiei.+

2 Na mihuu biribi a ɛte sɛ ahwehwɛ po+ a ogya fra mu. Ná wɔn a wɔadi nkonim+ wɔ akekaboa no, ne ne honi+ no, ne ne din nɔma+ no so no gyinagyina ahwehwɛ po no ho, na na wokurakura Onyankopɔn asanku. 3 Ná wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Oguammaa+ no dwom sɛ:

“Yehowa* Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfo,+ wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa.+ Mmeresanten Hene,+ w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware.+ 4 Yehowa,* hena koraa na ɔrensuro wo na ɔrenhyɛ wo din anuonyam? Efisɛ wo nko ara ne ɔnokwafo.+ Amanaman nyinaa bɛba w’anim abɛsom wo,+ efisɛ w’ahyɛde a ɛteɛ no ada adi.”

5 Eyi akyi no, mihui sɛ wɔabue adanse ntamadan+ no kronkronbea no wɔ soro,+ 6 na abɔfo baason a wokurakura ɔhaw ason+ no pue fii kronkronbea hɔ bae a wɔhyehyɛ nwera a ani tew a ɛhyerɛn, na na wɔde sika kɔkɔɔ abɔso abobɔ wɔn koko. 7 Ateasefo* baanan no mu baako maa abɔfo baason no sika kɔkɔɔ nkankyee ason, na na Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuw+ ahyɛ nkankyee no ma. 8 Na Onyankopɔn anuonyam ne ne tumi nti, wusiw hyɛɛ kronkronbea hɔ ma,+ na obiara antumi ankɔ kronkronbea hɔ kosii sɛ abɔfo baason no haw ason+ no baa awiei.

16 Na metee sɛ nne kɛse bi fi kronkronbea hɔ+ reka kyerɛ abɔfo baason no sɛ: “Monkɔ, na munkohwie nea ɛwɔ Onyankopɔn abufuw nkankyee ason no mu no ngu asaase so.”+

2 Ɛnna nea odi kan no kɔe, na okohwiee nea ɛwɔ ne kankyee mu no guu asaase so.+ Na akuru bɔne a ɛyɛ hu+ tutuu nnipa a wɔwɔ akekaboa no ahyɛnsode+ a wɔsom ne honi no.+

3 Nea ɔto so abien no hwiee nea ɛwɔ ne kankyee mu no guu ɛpo mu.+ Na ɛdan mogya,+ te sɛ onipa a wawu mogya, na abɔde* a ɛte ase biara wui, yiw, nneɛma a ɛwɔ po+ mu no.

4 Nea ɔto so abiɛsa no hwiee nea ɛwɔ ne kankyee mu no guu nsubɔnten ne nsuti mu.+ Na ne nyinaa dan mogya.+ 5 Na metee sɛ nsu so bɔfo no reka sɛ: “Wo a na wowɔ hɔ, na woda so wɔ hɔ,+ Ɔnokwafo,+ woteɛ, esiane atɛn a woabu yi nti,+ 6 efisɛ wohwiee akronkronfo ne adiyifo mogya gui,+ na woama wɔn mogya anom;+ nea ɛfata wɔn na wɔanya no.”+ 7 Na metee sɛ afɔremuka no reka sɛ: “Yiw, Yehowa* Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfo,+ w’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ.”+

8 Nea ɔto so anan no hwiee nea ɛwɔ ne kankyee mu no guu owia so,+ na wɔmaa owia kwan sɛ ɛmfa ogya nhyehye nnipa. 9 Na ɔhyew a ano yɛ den no hyehyee nnipa, nanso Onyankopɔn a ɔwɔ ɔhaw yi so tumi no, wɔkaa ne din ho abususɛm, na wɔansakra, na wɔanhyɛ no anuonyam.

10 Nea ɔto so anum no hwiee nea ɛwɔ ne kankyee mu no guu akekaboa no ahengua so. Na n’ahenni no yɛɛ sum,+ na ɛyaw a wɔrefa mu nti, wofii ase wee wɔn tɛkrɛma, 11 na wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm esiane ɛyaw a wɔrefa mu, ne wɔn akuru no nti, na wɔansakra amfi wɔn nnwuma ho.

12 Nea ɔto so asia no hwiee nea ɛwɔ ne kankyee mu no guu asubɔnten kɛse Eufrate+ mu, na emu nsu yowee,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiesie kwan ama ahemfo+ a wofi apuei* no.

13 Na mihui sɛ honhom mu nsɛm a ɛho ntew* abiɛsa a ɛte sɛ mpɔtorɔ fi ɔwɔ a ne ho yɛ hu*+ no anom ne akekaboa no anom ne atoro diyifo no anom apue. 14 Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ nsɛm a efi ahonhommɔne hɔ a ɛyɛ nsɛnkyerɛnne,+ na ɛkɔ asaase nyinaa so ahemfo nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn da kɛse+ no mu ko+ no.

15 “Hwɛ! mereba sɛ ɔkorɔmfo.+ Anigye ne nea ɔwɛn+ na ɔhwɛ ne ntaade so, na wannantew adagyaw mu amma nnipa anhu n’aniwu.”+

16 Na wɔboaboaa ahemfo no ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri mu sɛ Armagedon.*+

17 Nea ɔto so ason no hwiee nea ɛwɔ ne kankyee mu no guu mframa mu. Ɛnna nne kɛse bi fi kronkronbea hɔ,+ ahengua no so bae sɛ: “Asa!” 18 Na anyinam paapaee, na nne ne aprannaa bae, na asaasewosow kɛse bi a efi bere a nnipa baa asaase so ebi nsii saa da bae,+ asaasewosow kɛse a ano yɛ den paa. 19 Na kurow kɛse+ no mu paapaee abiɛsa, na amanaman no nkurow sɛee; na wɔkaee Babilon Kɛse+ no wɔ Onyankopɔn anim, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde kuruwa a Onyankopɔn abufuw ne n’abufuhyew nsã* wom+ no bɛma no. 20 Afei nso, supɔw biara guanee, na wɔanhu mmepɔw.+ 21 Ɛnna asukɔtweaa akɛse a emu biara mu duru bɛyɛ dwetikɛse baako* fi soro bɛhwehwee nnipa no so,+ na ɔhaw a asukɔtweaa+ no de bae nti, nnipa no kaa Onyankopɔn ho abususɛm, efisɛ na ɔhaw no so papaapa.

17 Na abɔfo baason a wokurakura nkankyee ason+ no baako bae, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Bra, na mɛkyerɛ wo tuutuuni kɛse a ɔte nsu pii so no atemmu.+ 2 Ɔno na asaase so ahemfo ne no abɔ aguaman,*+ na n’aguamammɔ* nsã no ama wɔn a wɔtete asaase so no abobow.”+

3 Na ɔnam* honhom no tumi so de me kɔɔ sare so. Na mihuu ɔbea bi sɛ ɔte akekaboa kɔkɔɔ bi so. Ná abusudin ayɛ akekaboa no ma, na na ɔwɔ ti ason ne mmɛn du. 4 Ná ɔbea no hyɛ ataade afasebiri+ ne ataade kɔkɔɔ, na na ɔde sika kɔkɔɔ ne aboɔden abo ne abohene ahyehyɛ ne ho.+ Afei nso, na okura sika kɔkɔɔ kuruwa wɔ ne nsam, na na akyiwade ne n’aguamammɔ* a ɛyɛ tan ayɛ no ma. 5 Ná wɔakyerɛw din bi a ɛyɛ ahintasɛm wɔ ne moma so sɛ: “Babilon Kɛse, tuutuufo+ ne asaase so akyiwade maame.”+ 6 Na mihui sɛ akronkronfo mogya ne Yesu adansefo mogya+ ama ɔbea no abow.

Bere a mihuu no no, me ho dwiriw me paa. 7 Enti ɔbɔfo no bisaa me sɛ: “Adɛn nti na wo ho adwiriw wo? Mɛka ɔbea+ no ne akekaboa a ɔbea no te no so a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du+ no ho ahintasɛm akyerɛ wo: 8 Aboa a wuhuu no no, na ɔwɔ hɔ, nanso onni hɔ, na ɔrebefi amoa donkudonku+ no mu apue, na ɔbɛkɔ ɔsɛe mu. Na sɛ wɔn a wɔtete asaase so no, kyerɛ sɛ, wɔn a efi bere a wɔhyɛɛ wiase ase no wɔnkyerɛw wɔn din wɔ nkwa nhoma mmobɔwee+ no mu no hu sɛnea na aboa no wɔ hɔ, nanso onni hɔ, na ɔbɛsan aba no a, ɛbɛyɛ wɔn nwonwa pii.

9 “Ehia nyansa* na obi ate asɛm yi ase: Ti ason+ no gyina hɔ ma mmepɔw ason a ɔbea no te so no. 10 Ahemfo baason na ɛwɔ hɔ: Baanum ahwe ase, baako wɔ hɔ, na ɔfoforo no nnya mmae; na sɛ ɔba a, ɛsɛ sɛ ɔtena hɔ kakra. 11 Na akekaboa a na ɔwɔ hɔ nanso onni hɔ no,+ ɔsan yɛ ɔhene a ɔto so awotwe, na ofi ason no mu na ɛbae, na ɔbɛkɔ ɔsɛe mu.

12 “Mmɛn du a wuhui no yɛ ahemfo du a wonnya nnyaa ahenni, nanso wɔne akekaboa no nya tumi sɛ ahemfo dɔnhwerew baako. 13 Eyinom wɔ adwenkoro, enti wɔde wɔn ahoɔden ne tumi ma akekaboa no. 14 Eyinom ne Oguammaa+ no bɛko, nanso esiane sɛ Oguammaa no yɛ awuranom mu Awurade ne ahemfo mu Hene+ nti, obedi wɔn so nkonim.+ Afei, wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔapaw wɔn na wodi no nokware no nso bedi nkonim.”+  

15 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Nsu a wuhui a tuutuuni no te so no, egyina hɔ ma nkurɔfo ne nnipakuw ne aman ne kasa* horow.+ 16 Na mmɛn du+ a wuhui no, ne afei akekaboa+ no, eyinom bɛtan tuutuuni+ no na wɔayɛ no pasaa na wɔama wada adagyaw, na wobedi ne nam na wɔde ogya ahyew no dwerɛbee.+ 17 Onyankopɔn na ɔde hyɛɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne nsusuwii mmra mu,+ yiw, sɛ wɔnyɛ adwenkoro mfa wɔn ahenni mma akekaboa+ no nkosi sɛ Onyankopɔn nsɛm bɛba mu. 18 Na ɔbea+ a wuhuu no no gyina hɔ ma kurow kɛse a ɛwɔ ahenni a edi asaase so ahemfo so no.”

18 Eyi akyi no, mihuu ɔbɔfo foforo bi sɛ ofi soro resian. Ná ɔwɔ tumi kɛse, na n’anuonyam maa asaase so hyerɛnee. 2 Na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Wahwe ase! Babilon Kɛse no ahwe ase,+ na wabɛyɛ ahonhommɔne tenabea ne baabi a honhom* fĩ biara ne anomaa biara a ne ho ntew na ne ho yɛ abofono tetɛw!+ 3 Na ɔde n’aguamammɔ* akɔnnɔ nsã* no anya amanaman nyinaa,+ na asaase so ahemfo ne no bɔɔ aguaman,+ na asaase so aguadifo nyaa wɔn ho esiane ahonyade a wapɛ asum hɔ a ɔmfɛre ho no nti.”

4 Na metee nne foforo fii soro sɛ: “Mumfi ne mu, me man,+ sɛ mompɛ sɛ munya ne bɔne no mu kyɛfa na munya ne haw no bi a.+ 5 Na ne bɔne no aboaboa ano akodu soro,+ na Onyankopɔn akae ne nneɛma bɔne no.+ 6 Nea ɔde yɛɛ nkurɔfo no,+ monyɛ bi ntua no ka, yiw, nea wayɛ no, momfa mmɔho abien ntua no ka;+ kuruwa+ a ɔfraa ne nsã wom no, momfra mmɔho abien wom mma no.+ 7 Sɛnea ɔhyɛɛ ne ho anuonyam, na ɔpɛɛ ahonyade sum hɔ a wamfɛre ho no, saa ara na monyɛ no ayayade na momma onni awerɛhow. Efisɛ ɔkɔ so ka wɔ ne komam sɛ: ‘Meyɛ ɔhemmaa a mete m’akongua so, menyɛ okunafo, na merenhu awerɛhow da.’+ 8 Ɛno nti na da koro pɛ, ne haw bɛba no, kyerɛ sɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm. Na wɔde ogya bɛhyew no dwerɛbee,+ efisɛ Yehowa* Nyankopɔn a obuu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.+

9 “Na sɛ wɔrehyew no na asaase so ahemfo a wɔne no bɔɔ aguaman* na wɔne no pɛɛ ahonyade sum hɔ no hu wusiw no a, wobesu no, na wɔadi awerɛhow. 10 Esiane sɛ wosuro ayayade a wɔde reyɛ no no nti, wobegyinagyina akyirikyiri aka sɛ: ‘Due, due, kurow kɛse,+ Babilon a woyɛ kurow dennen, efisɛ dɔnhwerew baako mu na w’atemmu aba!’

11 “Asaase so aguadifo nso resu di ne ho awerɛhow, efisɛ obiara nni hɔ a ɔbɛtɔ nneɛma a wɔretɔn no bio, 12 nneɛma a wɔtɔn te sɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne aboɔden abo ne abohene ne nwera pa ne ntama afasebiri ne sirikyi ne ntama kɔkɔɔ, ne biribiara a wɔde nnua a ɛyɛ huam ayɛ, ne ade biara a wɔde asonse* ayɛ, ne ade biara a wɔde nnua a ne bo yɛ den ayɛ, ne nea wɔde kɔbere ne dade ne abohemmaa ayɛ; 13 afei nso, sinamon ne India akekaduru ne aduhuam ne ngohuam ne ɛhyɛ* ne nsã* ne ngo ne esiam muhumuhu ne hwiit ne anantwi ne nguan, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa nkwa.* 14 Yiw, aba pa a na wopɛ* no afi wo nkyɛn, na nnuan sɔkyee ne nneɛma a ɛwɔ anuonyam nyinaa ayera afi wo nkyɛn, na wɔrenhu bio da.

15 “Aguadifo a wɔtɔn saa nneɛma yi, a ne nti wonyaa wɔn ho no, wobegyinagyina akyirikyiri esiane sɛ wosuro ayayade a wɔde reyɛ no no nti, na wobesu adi awerɛhow, 16 na wɔbɛka sɛ: ‘Due, due, kurow kɛse a ofura nwera pa ne ntama afasebiri, na ɔhyɛ ataade kɔkɔɔ, a ɔde sika kɔkɔɔ agude ne aboɔden abo ne abohene ahyehyɛ ne ho,+ 17 efisɛ dɔnhwerew baako mu na saa ahode bebrebe no ayɛ pasaa yi!’

“Na obiara a ɔka ɛpo so hyɛn ne onipa biara a ɔde ɛpo so hyɛn tu kwan, ne ɛpo so hyɛn mu adwumayɛfo ne wɔn a wɔyɛ ɛpo so adwuma nyinaa gyinagyinaa akyirikyiri, 18 na bere a wɔrehyew no a wohuu wusiw a ɛreba no, wɔteɛteɛɛm kae sɛ: ‘Kurow bɛn na ɛte sɛ kurow kɛse no?’ 19 Na wotuu mfuturu guu wɔn tirim teɛɛm, na wosu dii awerɛhow kae sɛ, ‘Due, due, kurow kɛse a n’ahonyade ama wɔn a wɔwɔ po so ahyɛn nyinaa anya wɔn ho, efisɛ dɔnhwerew baako mu na wɔayɛ no pasaa!’+

20 “Nea ato no nti, ma w’ani nnye, O ɔsoro,+ ne mo, akronkronfo+ ne asomafo ne adiyifo nso, efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo!”+

21 Na ɔbɔfo hoɔdenfo bi maa ɔbo bi so. Ná ɛte sɛ ɔbo kɛse a wɔyam so ade,* na ɔtow too po no mu kae sɛ: “Saa ara na wɔbɛtow Babilon kurow kɛse no hwii akyene, na wɔrenhu no bio da.+ 22 Na wɔrente wɔn a wɔbɔ asanku, ne wɔn a wɔto nnwom, ne wɔn a wɔbɔ mmɛn, ne wɔn a wɔhyɛn torobɛnto nne wɔ wo mu bio. Na wɔrenhu obiara a ɔyɛ nsaanodwuma wɔ wo mu bio, na wɔrente ɔbo a wɔyam so ade nnyigyei wɔ wo mu bio. 23 Kanea hann biara renhyerɛn wɔ wo mu bio, na wɔrente ayeforokunu ne ayeforo biara nne wɔ wo mu bio; efisɛ w’aguadifo na na wɔyɛ atitiriw wɔ asaase so, na wonam w’ahonhonsɛm*+ so daadaa amanaman nyinaa. 24 Yiw, ne mu na wohuu adiyifo ne akronkronfo+ ne wɔn a wɔakunkum wɔn asaase so no nyinaa mogya.”+

19 Eyi akyi no, metee biribi te sɛ nnipadɔm kɛse bi nne a ano yɛ den wɔ ɔsoro. Wɔkae sɛ: “Munyi Yah ayɛ!*+ Nkwagye ne anuonyam ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn dea, 2 efisɛ n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ,+ na wabu tuutuuni kɛse a ɔde n’aguamammɔ* sɛee asaase no atɛn, na ne nkoa mogya a ɛwɔ tuutuuni no nsa ho* no, watua no so ka.” + 3 Ntɛm ara, wɔkae ne mprenu so sɛ: “Munyi Yah ayɛ!*+ Na wusiw a efi ne* mu no foro kɔ soro daa daa.”+

4 Na mpanyimfo 24+ ne ateasefo* baanan+ no de wɔn anim butubutuw fam, na wɔsom Onyankopɔn a ɔte ahengua no so no, na wɔkae sɛ: “Amen! Munyi Yah ayɛ!”*+

5 Afei nso, ɛnne bi fii ahengua no so bae sɛ: “Munyi Onyankopɔn ayɛ, mo a moyɛ ne nkoa+ a musuro no nyinaa, nketewa ne akɛse.”+

6 Na metee nne bi a ɛte sɛ nnipadɔm kɛse bi nne ne nnyigyei a ɛte sɛ nsu bebree a ɛrebu fa so ne aprannaa a ano yɛ den. Wɔkae sɛ: “Munyi Yah ayɛ,*+ efisɛ Yehowa* yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfo+ no afi ase redi hene!+ 7 Momma yenni ahurusi na yɛn ani nnye mmoro so, na yɛnhyɛ no anuonyam, efisɛ Oguammaa no ayeforohyia adu, na ne yere asiesie ne ho. 8 Yiw, wɔama no kwan sɛ omfura nwera pa a ani tew a ɛhyerɛn, efisɛ nwera pa no gyina hɔ ma adetrenee a akronkronfo+ no yɛ.”

9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Kyerɛw sɛ: Anigye ne wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔnkɔ Oguammaa no ayeforohyia apontow+ ase.” Afei nso, ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Eyi ne nokwasɛm a efi Onyankopɔn hɔ.” 10 Ɛnna mibutuw ne nan ase sɛ meresom no. Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ yiye! Nyɛ saa!+ Meyɛ akoa kɛkɛ te sɛ wo ne wo nuanom a wokura Yesu ho adansedi adwuma+ mu no. Som Onyankopɔn!+ Efisɛ Yesu ho adansedi na ɛma wɔhyɛ nkɔm.”+

11 Mihui sɛ ɔsoro abue, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa+ bi ni. Na nea ɔte no so no, wɔfrɛ no Ɔnokwafo+ a Onni Huammɔ;+ obu atɛn, na ɔko wɔ trenee mu.+ 12 N’ani yɛ ogyaframa,+ na ahemmotiri bebree bobɔ ne ti. Ɔwɔ din bi a wɔakyerɛw a obiara nnim gye ɔno nko ara. 13 Ɔhyɛ ataade bi a mogya akeka* mu, na edin a wɔde frɛ no ne Onyankopɔn Asɛm.+ 14 Afei nso, na asraafodɔm a wɔwɔ ɔsoro no tete apɔnkɔ fitaa so di n’akyi, na na wɔhyehyɛ nwera pa fitaa a ani tew. 15 Ná sekan tenten bi a ano yɛ nnam apue afi n’anom,+ a ɔde bekunkum amanaman no, na ɔde dade poma bedi wɔn so.*+ Bio nso, otiatia ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn abufuw ne n’abufuhyew amoa a wokyĩ nsã* wom no so.+ 16 Ɔwɔ din bi a wɔakyerɛw agu n’ataade mu, yiw, wɔ ne srɛ so sɛ, ahemfo mu Hene ne awuranom mu Awurade.+

17 Mihuu ɔbɔfo bi nso a ogyina owia mu, na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ nnomaa a wotu fa wim nyinaa sɛ: “Mommra ha, mummehyia Onyankopɔn apontow kɛse no ase,+ 18 na mummedi ahemfo nam ne asahene nam ne ahoɔdenfo nam+ ne apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so no nam,+ ne obiara nam, wɔn a wɔade wɔn ho ne nkoa, ne nketewa ne akɛse.”

19 Na mihuu akekaboa no ne asaase so ahemfo ne wɔn asraafodɔm sɛ wɔaboaboa wɔn ho ano sɛ wɔne nea ɔte ɔpɔnkɔ no so no ne ne dɔm rebɛko.+ 20 Na wɔkyeree akekaboa no ne atoro diyifo+ a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne wɔ n’anim de daadaa wɔn a wonyaa akekaboa no ahyɛnsode+ no ne wɔn a wɔsom ne honi+ no. Afei wɔtow wɔn baanu nyinaa guu ogya tare a sɔfe* redɛw wom+ no mu animono. 21 Na wɔn a aka no, wɔde nea ɔte ɔpɔnkɔ no so no sekan tenten a efi n’anom bae no kunkum wɔn.+ Na nnomaa no nyinaa dii wɔn nam mee.+

20 Mihui sɛ ɔbɔfo bi fi soro resian a okura amoa donkudonku no ano safe+ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi wɔ ne nsam. 2 Na ɔkyeree ɔwɔ a ne ho yɛ hu*+ no, ɔwɔ dedaw+ no, nea wɔfrɛ no Ɔbonsam+ ne Satan+ no, na ɔkyekyeree no mfe 1,000. 3 Na ɔtow no kyenee amoa donkudonku+ no mu, na ɔtoo no mu sɔɔ ano sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrentumi nkɔdaadaa amanaman no bio kosi sɛ mfe 1,000 no bɛba awiei. Eyi akyi no, ɛsɛ sɛ wogyaa no kakra.+

4 Na mihuu nhengua, na wɔn a wɔtete so no, wɔmaa wɔn tumi sɛ wommu atɛn. Yiw, mihuu wɔn a Yesu ho adanse a wodii ne Onyankopɔn ho asɛm a wɔkae nti wokunkum* wɔn no akra,* ne wɔn a wɔansom akekaboa no anaa ne honi no na wɔannye ahyɛnsode no wɔ wɔn moma so ne wɔn nsa ho+ no. Na wɔbaa nkwa mu, na wɔne Kristo dii ade+ mfe 1,000. 5 (Na awufo a aka no+ amma nkwa mu kosii sɛ mfe 1,000 no baa awiei.) Eyi ne owusɔre a edi kan+ no. 6 Anigye ne kronkron ne obiara a onya owusɔre a edi kan+ no mu kyɛfa; eyinom na owuprenu+ nni wɔn so tumi.+ Mmom wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo,+ na wɔne no* bedi hene mfe 1,000.+

7 Na sɛ mfe 1,000 no ba awiei pɛ, wobeyi Satan afi n’afiase hɔ, 8 na obepue akɔdaadaa saa aman a ɛwɔ asaase afanan no, Gog ne Magog, na waboaboa wɔn ano ama ɔko no. Eyinom dodow te sɛ mpoano anwea. 9 Na wɔkɔɔ asaase no so baabiara, na wotwaa akronkronfo no asoɛe ne kurow a wɔdɔ no no ho hyiae. Na ogya fi soro bae, na ɛbɛhyew wɔn.+ 10 Na wɔtow Ɔbonsam a na ɔredaadaa wɔn no too ogya tare a sɔfe* wom no mu, baabi a akekaboa+ no ne atoro diyifo no wɔ dedaw no;+ na wɔbɛyɛ wɔn ayayade* awia ne anadwo daa daa.

11 Na mihuu ahengua kɛse fitaa bi ne Nea ɔte so no.+ Asaase ne ɔsoro guan fii n’anim,+ na wɔannya baabiara amma wɔn. 12 Na mihuu awufo, akɛse ne nketewa, sɛ wogyinagyina ahengua no anim, na wobuebuee nhoma mmobɔwee mu. Na wobuee nhoma mmobɔwee foforo mu; ɛno ne nkwa nhoma mmobɔwee+ no. Na wɔde nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee ahorow no mu no buu awufo no atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.+ 13 Na ɛpo yii awufo a ɛwom mae, na owu ne Ɔdamoa* yii awufo a ɛwom mae, na wobuu wɔn atɛn mmaako mmaako sɛnea wɔn nnwuma te.+ 14 Na wɔtow owu ne Ɔdamoa* guu ogya tare+ no mu.+ Saa ogya tare no ne owuprenu+ no. 15 Afei nso, obiara a wɔanhu no* wɔ nkwa nhoma+ no mu no, wɔtow no too ogya tare no mu.+

21 Mihuu ɔsoro foforo ne asaase foforo.+ Ná kan soro ne kan asaase no atwam,+ na ɛpo+ nni hɔ bio. 2 Afei nso, mihuu kurow kronkron, Yerusalem Foforo no, sɛ efi Onyankopɔn nkyɛn wɔ soro resian+ a wɔasiesie no sɛ ayeforo a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.+ 3 Ɛnna metee nne kɛse bi fii ahengua no so sɛ: “Hwɛ! Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔne wɔn bɛtena, na wɔayɛ ne man. Na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena.+ 4 Na ɔbɛpopa wɔn aniwa mu nisu nyinaa,+ na owu nni hɔ bio,+ na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.+ Kan nneɛma no atwam.”

5 Na Nea ɔte ahengua no so+ no kae sɛ: “Hwɛ! mereyɛ nneɛma nyinaa foforo.”+ Ɔsan kae sɛ: “Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi yɛ nokware, na ɛrenni huammɔ.” 6 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Aba mu awie! Mene Alfa ne Omega,* mfiase ne awiei.+ Obiara a osukɔm de no no, mɛma no nkwa asuti mu nsu no bi kwa.*+ 7 Obiara a odi nkonim no, ne nsa bɛka eyinom, na mɛyɛ ne Nyankopɔn, na wayɛ me ba. 8 Nanso ahufo ne wɔn a wonni gyidi + ne wɔn a wɔn ho ntew a wɔyɛ atantanne ne awudifo+ ne aguamammɔfo*+ ne wɔn a wodi ahonhonsɛm ne abosonsomfo ne atorofo+ nyinaa de, wɔbɛtow wɔn agu* ɔtare a ogya ne sɔfe* dɛw wom+ no mu. Eyi ne owuprenu+ no.”

9 Abɔfo baason a na wokurakura nkankyee ason a ɔhaw ason a etwa to+ no ayɛ no ma no, wɔn mu baako bae, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Bra, na mɛkyerɛ wo ayeforo no, Oguammaa no yere+ no.” 10 Enti ɔnam honhom no tumi so de me kɔɔ bepɔw tenten kɛse bi so, na ɔkyerɛɛ me kurow kronkron Yerusalem sɛ efi soro, Onyankopɔn nkyɛn, resian,+ 11 na na ɛwɔ Onyankopɔn anuonyam.+ Ná ɛhyerɛn te sɛ ɔbo a ne bo yɛ den paa, te sɛ ahwehwɛbo hyɛnhyɛn.+ 12 Ná ɛwɔ ɔfasu tenten kɛse bi ne apon 12 a abɔfo 12 gyinagyina apon no ano, na na wɔakyerɛkyerɛw Israel mma mmusuakuw 12 no din wɔ ho. 13 Ná apon abiɛsa wɔ apuei, apon abiɛsa wɔ atifi, apon abiɛsa wɔ anaafo, ɛnna apon abiɛsa wɔ atɔe.+ 14 Afei nso, na kurow no fasu wɔ fapem 12, na na wɔakyerɛkyerɛw Oguammaa no asomafo 12 no din 12 no+ wɔ so.

15 Ná nea ɔne me rekasa no kura sika kɔkɔɔ demmire* a ɔde besusuw kurow no ne n’apon ne ne fasu.+ 16 Kurow no yɛ ahinanan, na ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ nyinaa yɛ pɛ. Na ɔde demmire no susuw kurow no, na na ɛyɛ agoprama 12,000;* ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ ne efi soro besi fam nyinaa yɛ pɛ. 17 Ɔsan susuw ne fasu no, basafa 144;* ɔde onipa susudua a ɛsan yɛ ɔbɔfo susudua na esusuwii. 18 Wɔde ahwehwɛbo+ na ɛtoo ɔfasu no, na na kurow no yɛ sika kɔkɔɔ amapa, te sɛ ahwehwɛ a ani da hɔ. 19 Wɔde aboɔden abo ahorow nyinaa bi na ɛhyehyɛɛ kurow no fasu no fapem ahorow no: fapem a edi kan no yɛ ahwehwɛbo, nea ɛto so abien no yɛ hoabo, nea ɛto so abiɛsa no yɛ omununkumbo, nea ɛto so anan no yɛ ahabammonobo, 20 nea ɛto so anum no yɛ omununkum kɔkɔɔ bo, nea ɛto so asia no yɛ mogyanambo, nea ɛto so ason no yɛ sikaberebo, nea ɛto so awotwe no yɛ apopobibiribo, nea ɛto so akron no yɛ topas abohene, nea ɛto so du no yɛ borɔdehonobo, nea ɛto so dubaako no yɛ owusiwbo, nea ɛto so dumien no yɛ beredumbo. 21 Afei nso, na apon 12 no yɛ abohene 12; wɔde abohene baako na ɛyɛɛ apon no mu biara. Ná kurow no mmɔnten yɛ sika kɔkɔɔ amapa, te sɛ ahwehwɛ a ani da hɔ.

22 Manhu asɔrefi biara wom, efisɛ ade nyinaa so Tumfo+ Yehowa* Nyankopɔn ne Oguammaa no na wɔyɛ n’asɔrefi. 23 Enhia sɛ owia anaa ɔsram hyerɛn wɔ kurow no mu, efisɛ Onyankopɔn anuonyam ma ɛhɔ hyerɛn,+ na Oguammaa no ne ne kanea.+ 24 Na amanaman no bɛnantew ne hann+ mu, na asaase so ahemfo de wɔn anuonyam bɛba mu. 25 Wɔrentoto n’apon mu awia da, efisɛ ade rensa wɔ hɔ.+ 26 Na wɔde amanaman no anuonyam ne wɔn nidi bɛba mu.+ 27 Nanso biribiara a ɛho agu fĩ ne obiara a ɔyɛ akyiwade anaa obiara a ɔdaadaa nkurɔfo no remma mu da;+ wɔn a wɔakyerɛw wɔn din wɔ Oguammaa no nkwa nhoma mmobɔwee mu no nko ara na wɔbɛba mu.+

22 Na ɔkyerɛɛ* me nkwa nsu asubɔnten+ bi a ani tew te sɛ ahwehwɛbo. Ná ɛretene fi Onyankopɔn ne Oguammaa+ no ahengua no mu; 2 ɛtene fa kurow no kwantempɔn mfinimfini. Ná nkwa nnua sisi asubɔnten no afanu nyinaa, a ɛsow aba mpɛn 12 afe biara; bosome biara, ɛsow. Nnua no nhaban na wɔde sa amanaman no yare.+

3 Nnome biara remma bio. Onyankopɔn ne Oguammaa no ahengua+ bɛtena kurow no mu, na ne* nkoa bɛsom no; 4 na wobehu n’anim,+ na ne din bɛwɔ wɔn moma so.+ 5 Bio nso, anadwo befi hɔ,+ na wɔrenhia kanea anaa owia hann, efisɛ Yehowa* Nyankopɔn bɛma hann ahyerɛn wɔn so,+ na wobedi hene daa daa.+

6 Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Nsɛm yi yɛ nokware,+ na ɛrenni huammɔ; yiw, Yehowa,* Onyankopɔn a ɔnam adiyifo so kasae no,+ wasoma ne bɔfo abɛka nneɛma a ɛsɛ sɛ ɛba ntɛm akyerɛ ne nkoa. 7 Hwɛ! mereba ntɛm.+ Anigye ne obiara a odi nkɔmhyɛ asɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee yi mu no so.”+

8 Me Yohane, me na metee eyinom nyinaa na mihui. Na bere a metee na mihui no, mibutuw ɔbɔfo a na ɔrekyerɛ me nneɛma yi nyinaa no nan ase sɛ meresom no. 9 Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ yiye! Nyɛ saa! Meyɛ akoa kɛkɛ te sɛ wo ne wo nuanom adiyifo ne wɔn a wodi nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee yi mu so no. Som Onyankopɔn.”+

10 Ɔsan ka kyerɛɛ me sɛ: “Nsɔ nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee yi mu no ano, efisɛ bere a wɔahyɛ no abɛn. 11 Nea ɔnteɛ no, ma ɔnkɔ so nyɛ ade a ɛnteɛ; na nea ne ho agu fĩ no, ma ɔnkɔ so ngu ne ho fĩ; nanso ma ɔtreneeni nkɔ so nyɛ adetrenee, na ma nea ɔyɛ kronkron nkɔ so nyɛ kronkron.

12 “‘Hwɛ! mereba ntɛm; akatua a mede rebɛma no kura me, na metua obiara ka sɛnea n’adwuma te.+ 13 Mene Alfa ne Omega,*+ odikanfo ne okyikafo, mfiase ne awiei. 14 Anigye ne wɔn a wɔhoro wɔn ntaade,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya kwan akɔ nkwa nnua+ no ho, na wɔanya kwan afa kurow no apon+ mu akɔ kurow no mu. 15 Kurow no akyi na nkraman* ne wɔn a wodi ahonhonsɛm ne aguamammɔfo* ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi atoro nyinaa wɔ.’+

16 “‘Me Yesu, na mesomaa me bɔfo sɛ ommedi eyinom ho adanse nkyerɛ mo sɛnea ɛbɛboa asafo ahorow no. Mene Dawid ntini ne n’aseni,+ ne adekyee nsoromma+ a ɛhyerɛn no.’”

17 Na honhom no ne ayeforo+ no kɔ so ka sɛ, “Bra!” na ma obiara a ɔte no nka sɛ, “Bra!” na ma nea osukɔm de no biara mmra;+ ma nea ɔpɛ biara mmegye nkwa nsu kwa.+

18 “Obiara a ɔte nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee yi mu no, midi no adanse sɛ: Sɛ obi de biribi ka eyinom ho+ a, Onyankopɔn de ɔhaw a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee yi mu+ no bɛka ne ho; 19 na sɛ obi yi asɛm bi fi nkɔmhyɛ nhoma yi mu a, Onyankopɔn beyi ne kyɛfa afi nkwa nnua+ no ne kurow kronkron+ no mu, nea wɔakyerɛw ho asɛm wɔ nhoma mmobɔwee yi mu no.

20 “Nea odi eyinom ho adanse no ka sɛ, ‘Yiw; mereba ntɛm.’”+

“Amen! Awurade Yesu, bra.”

21 Awurade Yesu adom nka akronkronfo no.

Anaa “yikyerɛ.”

Anaa “A ne Y.” Greek nkyerɛwde no, Alfa na edi kan na Omega na etwa to.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “abɛn.”

Anaa “Hades,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “hyiadan.”

Anaa “ɔmfa hintidua nto Israel mma anim.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Aguamammɔ.”

Anaa “matew-me-ho kuw.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Aguamammɔ.”

Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “sɛnea onipa te nka wɔ ne mu.” Nt., “asaabo.”

Nt., “ɔde dade poma bɛyɛn nnipa no.”

Anaa “woagye din.”

Anaa “dɔn.”

Nt., “edin kakra.”

Nt., “hyiadan.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wudii m’animia ho nhwɛso akyi nti.”

Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfo a wɔwɔ tumi paa.

Anaa “wɔ ahengua a esi mfinimfini.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfo a wɔwɔ tumi paa.

Nt., “tɛkrɛma.”

Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfo a wɔwɔ tumi paa.

Ade a wɔde susuw biribi mu duru.

Anaa “kwat baako.” Hwɛ Nkh. B14.

Romafo dwetɛ sika bi. Ná ɛyɛ da koro akatua. Hwɛ Nkh. B14.

Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.

Anaa “bobesa.”

Anaa “Hades,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ wɔn mogya a egyina hɔ ma nkwa a wohwie guu afɔremuka no ho no. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Ɔkra/Kra.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛbɛyɛ sɛ apɔnkye nwi.

Anaa “owiapuei.”

Nt., “tɛkrɛma.”

Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfo a wɔwɔ tumi paa.

Anaa “abɔde a ɛwɔ akra.”

Anaa “nsoromma no.”

Anaa “duruu sum.”

Ɛkyerɛ, “Ɔsɛe.”

Ɛkyerɛ, “Ɔsɛefo.”

Anaa “Due.”

Anaa “20,000 ahorow 10,000,” kyerɛ sɛ, 200,000,000.

Anaa “sufre.” Ade bi a ɛte sɛ atuduru a wɔde gu ogya mu ma ɛdɛw.

Anaa “adaemone.”

Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “nantabon.”

Nt., “tɛkrɛma.”

Anaa “susudua.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “tɛkrɛma.”

Anaa “ada.”

Anaa “wɔn atamfo ani tua wɔn.”

Anaa “dɔn.”

Anaa “Due.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “Ɔtweaseɛ kɛse kɔkɔɔ.”

Anaa “ɔtweaseɛ.”

Nt., “ɔde dade poma bɛyɛn aman nyinaa.”

Ɛkyerɛ “Hena Na Ɔte Sɛ Onyankopɔn?”

Anaa “ɔtweaseɛ.”

Anaa “ɔtweaseɛ.”

Ebetumi nso akyerɛ, “nanso odii nkogu [kyerɛ sɛ, ɔwɔ a ne ho yɛ hu no dii nkogu].”

Anaa “ɔtweaseɛ.”

Nt., “wɔn adansedi asɛm no nti.”

Anaa “nkwa.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ɔtweaseɛ.”

Kyerɛ sɛ, mmere abiɛsa ne fã.

Anaa “ɔtweaseɛ.”

Anaa “ɔtweaseɛ.”

Nt., “aba.”

Kyerɛ sɛ, ɔwɔ a ne ho yɛ hu no kogyinaa.

Nt., “edin a etwa Onyankopɔn adapaa.”

Anaa “ɔtweaseɛ.”

Anaa “ɔtweaseɛ.”

Nt., “tɛkrɛma.”

Ebetumi nso akyerɛ, “Sɛ sekan na ɛsɛ sɛ wɔde kum obi a.”

Anaa “ɔtweaseɛ.”

Anaa “honhom.”

Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfo a wɔwɔ tumi paa.

Nt., “wɔyɛ mmaabun.”

Nt., “tɛkrɛma.”

Anaa “dɔn.”

Anaa “Ɔbea no ahwe ase!”

Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bobesa.”

Anaa “sufre.” Ade bi a ɛte sɛ atuduru a wɔde gu ogya mu ma ɛdɛw.

Anaa “afiase a wɔde wɔn begu.”

Anaa “ka wɔn ho.”

Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dade bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sosɔw.

Anaa “dɔn.”

Anaa “bobesa.”

Bɛyɛ km. 296 (akw. 184). Agoprama baako tenten yɛ mita 185 (anm. 606.95). Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “Kerubim.” Kerubim yɛ abɔfo a wɔwɔ tumi paa.

Anaa “akra.”

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “owiapuei.”

Nt., “ahonhom fĩ.”

Anaa “ɔtweaseɛ.”

Greek, Har Ma·ge·don′, efi Hebri asɛm bi a ɛkyerɛ “Megido Bepɔw” mu.

Anaa “bobesa.”

Ná Greek dwetikɛse baako mu duru yɛ kilo. 20.4. Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Aguamammɔ.”

Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “ɔbɔfo no nam.”

Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “adwene a ɛwɔ nyansa.”

Anaa “tɛkrɛma.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ahome; mframa; honhom mu nsɛm.”

Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bobesa.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Aguamammɔ.”

Anaa “asono se.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “bobesa.”

Anaa “akra.”

Anaa “wo kra pɛ.”

Anaa “owiyammo.”

Anaa “w’aduto.”

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tiaa.

Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Nt., “efi tuutuuni no nsam.”

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tiaa.

Anaa “tuutuuni no.”

Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfo a wɔwɔ tumi paa.

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tiaa.

Anaa “Haleluya!” “Yah” yɛ edin Yehowa a wɔatwa no tiaa.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “abɔ apete.”

Nt., “ɔde dade poma bɛyɛn wɔn.”

Anaa “bobesa.”

Anaa “sufre.” Ade bi a ɛte sɛ atuduru a wɔde gu ogya mu ma ɛdɛw.

Anaa “ɔtweaseɛ.”

Nt., “wɔde abonnua kunkum.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ ne Adi 6:9 ase hɔ asɛm no.

Kyerɛ sɛ, Kristo.

Anaa “sufre.” Ade bi a ɛte sɛ atuduru a wɔde gu ogya mu ma ɛdɛw.

Anaa “wɔde wɔn begu afiase.” Hwɛ Adi 14:11 ase hɔ asɛm no.

Anaa “Hades,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “Hades,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Anaa “wɔanhu sɛ wɔakyerɛw ne din.”

Anaa “A ne Y.” Greek nkyerɛwde no, Alfa na edi kan na Omega na etwa to.

Anaa “a ɔrentua hwee.”

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Aguamammɔ.”

Anaa “wobenya wɔn kyɛfa wɔ.”

Anaa “sufre.” Ade bi a ɛte sɛ atuduru a wɔde gu ogya mu ma ɛdɛw.

Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.

Bɛyɛ km. 2,220 (akw. 1,379). Agoprama baako tenten yɛ mita 185 (anm. 606.95). Hwɛ Nkh. B14.

Bɛyɛ mita 64 (anm. 210). Hwɛ Nkh. B14.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “ɔbɔfo no kyerɛɛ.”

Anaa “Onyankopɔn.”

Hwɛ Nkh. A5.

Hwɛ Nkh. A5.

Anaa “A ne Y.” Greek nkyerɛwde no, Alfa na edi kan na Omega na etwa to.

Kyerɛ sɛ, wɔn a wɔyɛ nneɛma a ɛyɛ tan wɔ Onyankopɔn ani so.

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Aguamammɔ.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena