Hesekiel
20 Afe a ɛtɔ so nson, bosome a ɛtɔ so nnum no da a ɛtɔ so du no, Israel mpanimfoɔ bi baa sɛ wɔrebɛbisa Yehowa ase,+ na wɔbɛtenatenaa m’anim.+ 2 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 3 “Onipa ba, ka kyerɛ Israel mpanimfoɔ no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mobaa sɛ morebɛbisa m’ase anaa?+ ‘Sɛ mete aseɛ yi, meremma mommisa m’ase,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”’
4 “Adɛn, wobɛbu wɔn atɛn? Onipa ba, wobɛbu wɔn atɛn anaa?+ Ma wɔnhunu wɔn agyanom abofonodeɛ.+ 5 Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Da a meyii Israel no,+ memaa me nsa so+ kaa Yakob fie ntam+ na memaa wɔhunuu me Egypt asase so.+ Aane, memaa me nsa so kaa wɔn ntam sɛ, ‘Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’+ 6 Saa da no, memaa me nsa so+ kaa wɔn ntam sɛ mɛyi wɔn afiri Egypt asase so akɔ asase a mapɛ ato hɔ ama wɔn so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ.+ Ɛyɛ asase a ɛso yɛ fɛ sene asase biara.+ 7 Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mo mu biara nto akyiwadeɛ a n’ani gye ho no ngu,+ na mommfa Egypt abosom fĩ no nngu mo ho fĩ.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’+
8 “‘“Nanso wɔtee me so atua,+ na wɔantie me. Wɔn mu biara anto akyiwadeɛ a n’ani gye ho no angu, na wɔannya Egypt abosom fĩ no.+ Enti mekaa sɛ mɛhwie m’abufuo agu wɔn so, na mede m’anibereɛ awie wɔn so wɔ Egypt asase so.+ 9 Nanso mebɔɔ me din ho ban, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛho rengu fĩ wɔ aman a wɔtete mu no anim,+ ɛfiri sɛ berɛ a meyii wɔn firii Egypt asase soɔ no, memaa wɔhunuu me, wɔn ani so.+ 10 Enti meyii wɔn firii Egypt asase so de wɔn baa serɛ so.+
11 “‘“Na mede m’ahyɛdeɛ+ maa wɔn, na memaa wɔhunuu m’atemmusɛm+ na ama onipa a ɔbɛdi soɔ no anya nkwa.+ 12 Mede me homeda nso maa wɔn+ na ayɛ sɛnkyerɛnne wɔ me ne wɔn ntam,+ na wɔahunu sɛ me Yehowa na mate wɔn ho.
13 “‘“Nanso Israel fie tee me so atua wɔ serɛ so.+ Wɔannante m’ahyɛdeɛ mu+ na wɔpoo m’atemmusɛm+ a sɛ onipa di so a, ɔnya nkwa no.+ Na wɔguu me homeda ho fĩ pɔtɔɔ,+ enti mekaa sɛ mɛhwie m’anibereɛ agu wɔn so wɔ serɛ so na masɛe wɔn.+ 14 Nanso mebɔɔ me din ho ban, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛho rengu fĩ wɔ aman no anim, aman a wɔhunuu sɛ mereyi wɔn no.+ 15 Na memaa me nsa so kaa wɔn ntam wɔ serɛ so+ sɛ meremfa wɔn nkɔ asase a mede maa wɔn no so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no.+ (Ɛyɛ asase a ɛso yɛ fɛ sene asase biara.)+ 16 Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ wɔpoo m’atemmusɛm, na wɔanni m’ahyɛdeɛ so, na me homeda ahodoɔ no nso, wɔguu ho fĩ, na wɔde wɔn akoma dii wɔn abosom fĩ no akyi.+
17 “‘“Afei ɛyɛɛ me mmɔbɔ sɛ mɛsɛe wɔn,+ enti mantɔre wɔn ase wɔ serɛ no so. 18 Na meka kyerɛɛ wɔn mma wɔ serɛ no so+ sɛ, ‘Monnnante mo agyanom ahyɛdeɛ mu,+ monnni wɔn atemmusɛm so,+ na mommfa wɔn abosom fĩ no nngu mo ho fĩ.+ 19 Mene Yehowa mo Nyankopɔn.+ Monnante m’ahyɛdeɛ mu+ na monkora m’atemmusɛm so+ na monni so.+ 20 Monte me homeda ho+ na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne wɔ me ne mo ntam na moahunu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.’+
21 “‘“Na wɔn mma no nso tee me so atua.+ Wɔannante m’ahyɛdeɛ mu na wɔanni m’atemmusɛm a sɛ onipa di so a, ɔnya nkwa+ no so. Wɔguu me homeda ho fĩ.+ Enti mekaa sɛ mɛhwie m’abufuo agu wɔn so, na mede m’anibereɛ awie wɔn so wɔ serɛ so.+ 22 Nanso metwee me nsa sanee,+ na mebɔɔ me din ho ban, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛho rengu fĩ wɔ aman no anim, aman a wɔhunuu sɛ mereyi wɔn no.+ 23 Na memaa me nsa so kaa wɔn ntam wɔ serɛ so+ sɛ mɛbɔ wɔn apete aman so na mahwete wɔn akɔ nsase so,+ 24 ɛfiri sɛ wɔanni m’atemmusɛm so+ na wɔpoo m’ahyɛdeɛ,+ na me homeda nso, wɔguu ho fĩ;+ na wɔde wɔn ani dii wɔn agyanom abosom fĩ no akyi.+ 25 Enti me nso memaa wɔn ahyɛdeɛ a ɛnyɛ ne atemmusɛm a ɛremma wɔnnya nkwa.+ 26 Na memaa wɔn ayɛyɛdeɛ guu wɔn ho fĩ berɛ a wɔde abɔfra biara a ɔbue yafunu ano faa gya mu no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛsɛe wɔn, na wɔahunu sɛ mene Yehowa.”’+
27 “Enti onipa ba, ka kyerɛ Israel fie sɛ,+ ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Yei mu nso mo agyanom kasa tiaa me na wɔanni me nokorɛ.+ 28 Mede wɔn baa asase+ a memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma wɔn+ no so. Nanso sɛ wɔhunu kokoɔ a ɛkorɔn+ ne dua kusuu biara a, na wɔafiri aseɛ rebɔ afɔdeɛ wɔ hɔ,+ na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ baa hɔ de huruu me bo, na wɔbɔɔ afɔdeɛ hwamhwam+ guu nsã wɔ hɔ.+ 29 Enti mebisaa wɔn sɛ, ‘Ɛdeɛn ne sorɔnsorɔmmea a mokɔ hɔ daa yi? Ɛdeɛn na wɔfrɛ no Sorɔnsorɔmmea de bɛsi nnɛ yi?’”’+
30 “Afei ka kyerɛ Israel fie sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Enti mo agyanom akwan na mode gu mo ho fĩ,+ na wɔn abofonodeɛ na modi akyire bɔ adwaman?+ 31 Na berɛ a mode mo ayɛyɛdeɛ ba na moma mo mma fa gya mu+ no, ɛnyɛ mo abosom fĩ yi nyinaa na mode agu mo ho fĩ bɛsi nnɛ yi?+ Berɛ korɔ no ara mopɛ sɛ mema mobisa m’ase, Israel fie?”’+
“‘Sɛ mete aseɛ yi, meremma mommisa m’ase,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 32 ‘Na deɛ aba mo adwenem+ no remma mu da.+ Moka sɛ: “Momma yɛnyɛ sɛ amanaman no, sɛ asase no so mmusua,+ na yɛnsom nnua ne aboɔ.”’”+
33 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie: ‘Sɛ mete aseɛ yi, nsa a ɛyɛ den ne basa a emu atene+ ne abufuhyeɛ na mede bɛdi mo so hene.+ 34 Na mɛyi mo afiri aman hodoɔ mu na maboaboa mo ano afiri nsase a wɔabɔ mo apete soɔ no so. Mede nsa a ɛyɛ den ne basa a emu atene ne abufuhyeɛ na ɛbɛyɛ yei.+ 35 Na mede mo bɛba amanaman no serɛ so,+ na me ne mo bɛdi asɛm wɔ hɔ, animu ne animu.+
36 “‘Sɛdeɛ me ne mo agyanom dii no Egypt serɛ soɔ no,+ saa ara na me ne mo bɛdie,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 37 ‘Na mɛma moafa poma no ase+ na mede mo aba apam homa no mu.+ 38 Na mɛpra wɔn a wɔsɔre tia me ne wɔn a wɔto me mmara+ no afiri mo mu. Na mɛyi wɔn afiri ananafoɔ asase so, nanso wɔremma Israel asase so,+ na mobɛhunu sɛ mene Yehowa.’+
39 “Enti Israel fie, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mo mu biara nkɔsom n’abosom fĩ.+ Na sɛ akyire yi nso moantie me a, morentumi mfa mo abosom fĩ ne mo ayɛyɛdeɛ no ngu me din kronkron no ho fĩ bio.’+
40 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Me bepɔ kronkron so, Israel bepɔ a ɛkorɔn no so,+ na Israel fie nyinaa bɛsom me wɔ asase no soɔ.+ Ɛhɔ na mɛgye wɔn atom, na mɛbisa mo ntoboa ne mo ayɛyɛdeɛ mu deɛ ɛdi kan, mo akronkronneɛ nyinaa.+ 41 Afɔdeɛ hwamhwam no nti, mɛgye mo atom.+ Mɛyɛ yei berɛ a mayi mo afiri aman hodoɔ so na maboaboa mo ano afiri nsase a wɔabɔ mo apete soɔ no so no,+ na mobɛma me din ho ate aman anim.’+
42 “‘Na sɛ mede mo bɛduru Israel asase+ a memaa me nsa so kaa mo agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no so a, mobɛhunu sɛ mene Yehowa.+ 43 Ɛhɔ na mobɛkae mo akwan+ ne deɛ moayɛ de agu mo ho fĩ nyinaa,+ na abofonodeɛ ne nneɛma bɔne a moayɛ nyinaa bɛma moafɛre.+ 44 Israel fie, sɛ me din+ nti na me ne mo die, na ɛnyɛ mo akwammɔne anaa mo nneyɛɛ fĩ no ntira a,+ mobɛhunu sɛ mene Yehowa,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
45 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 46 “Onipa ba, fa w’ani+ kyerɛ anafoɔ fam na woro+ nsɛm gu anafoɔ fam, na hyɛ anafoɔ fam kwaeɛ ho nkɔm. 47 Na ka kyerɛ anafoɔ fam kwaeɛ sɛ, ‘Tie Yehowa asɛm. Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mede gya bɛto wo mu+ ama no ahye dua mono ne duawuiɛ biara.+ Na gyaframa no rennum,+ na ɛfiri anafoɔ kɔsi atifi, obiara anim* bɛhye.+ 48 Na ɔhonam nyinaa bɛhunu sɛ me Yehowa na mede gya too mu, na ɛrennum.”’”+
49 Ɛnna mekaa sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa! Wɔka sɛ, ‘Ɛnyɛ ɛbɛ na ɔrebuo yi?’”+