Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • nwt nkr. 1847-1850
  • A1 Ɛkwan a Wɔfa So Kyerɛ Bible Ase

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • A1 Ɛkwan a Wɔfa So Kyerɛ Bible Ase
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
A1 Ɛkwan a Wɔfa So Kyerɛ Bible Ase

A1

Ɛkwan a Wɔfa So Kyerɛ Bible Ase

Kasa a wɔdii kan de twerɛɛ Bible no ne tete Hebri, Aram, ne Greek kasa. Seesei wɔakyerɛ Bible mu no nyinaa anaa ne fã bi ase kɔ kasa bɛboro 3,000 mu. Nnipa a wɔkenkan Bible no, wɔn mu dodoɔ no ara nte kasa a wɔdii kan de twerɛɛ Bible no, enti deɛ wɔakyerɛ aseɛ kɔ kasa foforɔ mu na wɔkenkan. Sɛ obi rekyerɛ Bible ase akɔ kasa foforɔ mu a, ɛkwan bɛn na ɛsɛ sɛ ɔfa so? Wɔn a wɔkyerɛɛ Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no ase no, ɛdeɛn na wɔyɛeɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔfaa saa kwan no so?

Ebia ebinom bɛka sɛ, sɛ obi rekyerɛ Bible ase a, deɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛbɛn deɛ ɛwɔ tete kasa no mu no, ɛhia sɛ ɔkyerɛ aseɛ traa, kyerɛ sɛ, ɔfa asɛmfua biara a, na ɔde ne nkyerɛaseɛ ato hɔ pɛpɛɛpɛ. Nanso ɛnyɛ berɛ nyinaa na obi kyerɛ aseɛ saa a ɛbɛyɛ yie. Yɛnhwɛ deɛ enti a yɛreka saa.

  •  Kasa biara ne sɛdeɛ ɛteɛ. Ebiara ne ɛho mmara, nsɛmfua a ɛwom, ne sɛdeɛ wɔka no. Hebri kasa ho ɔbenfoɔ S. R. Driver kaa sɛ, “ɛsono kasa biara kasa mmara ne nsɛmfua no abɔseɛ, na saa ara nso . . . na ɛsono ɛkwan a wɔfa so hyehyɛ nsɛm no.” Ɛsono sɛdeɛ nnipa a wɔka kasa biara dwene nsɛm ho. Enti Ɔbenfoɔ Driver toaa n’asɛm no so sɛ, “sɛdeɛ wɔhyehyɛ kasa biara mu nsɛm no yɛ soronko.”

  •  Kasa a ɛnnɛ nkurɔfoɔ ka no, wohwɛ nsɛmfua a ɛwom ne ne kasa mmara a, emu biara nni hɔ a ɛne Hebri, Aram, ne Greek kasa a wɔde twerɛɛ Bible no yɛ pɛ. Enti sɛ wɔkyerɛ Bible ase traa a, ɛbɛtumi ama no ayɛ den sɛ obi kan a ɔbɛte aseɛ, na ɛbɛtumi mpo ama nteaseɛ no asesa.

  •  Asɛmfua bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ nneɛma bebree, enti sɛ wode asɛmfua korɔ no ara hyɛ baabi foforɔ a, ɛbɛtumi akyerɛ biribi foforɔ.

Bible mu nsɛm bi wɔ hɔ a, sɛ obi rekyerɛ ase a, ɔbɛtumi ahwɛ kasa a wɔdii kan de twerɛeɛ no so aka no tee ama no ne no akɔ, nanso ɔreyɛ saa a, ɛsɛ sɛ ɔto ne bo ase hwɛ no yie paa.

Sɛ obi kyerɛ Bible mu asɛm bi ase traa a, ɛbɛtumi ama nteaseɛ no asesa. Wei ho nhwɛsoɔ na ɛdidi so yi:

  •  Sɛ Twerɛnsɛm no ka “nna” ho asɛm a, ɛtɔ da a ɛfa obi a wada ho, na ɛtɔ da nso a, ɛfa obi a wawuo ho. (Mateo 28:13; Asomafoɔ Nnwuma 7:60) Sɛ owuo ho asɛm na ɛreka a, wɔn a wɔkyerɛ Bible ase no tumi kyerɛ aseɛ sɛ ‘wawu’ anaa ‘wada wɔ owuo mu.’ Ɛno boa ma sɛ obi rekenkan saa asɛm no nnɛ a, ɔtumi te aseɛ yie.—1 Korintofoɔ 7:39; 15:51; 1 Tesalonikafoɔ 4:13; 2 Petro 3:4.

  •  Ɔsomafoɔ Paul kaa asɛm bi wɔ Efesofoɔ 4:14. Obi rekyerɛ saa asɛm no ase a, ɔbɛtumi aka no tee sɛ “nnipa ludu aba a wɔto.” Saa tete kasakoa yi fa sɛdeɛ na nkurɔfoɔ de ludu aba sisi wɔn yɔnko ho. Kasa bebree wɔ hɔ a, wokyerɛ aseɛ saa a, nteaseɛ nnim. Nanso sɛ obi kyerɛ aseɛ sɛ ‘nnipa nnaadaa’ a, ɛma nteaseɛ ba mu.

  •  Wohwɛ Romafoɔ 12:11 a, Greek asɛm bi wɔ hɔ a sɛ wokyerɛ aseɛ tee a, ɛkyerɛ “momma honhom no nhuru.” Nanso ɛma nteaseɛ no yera wɔ Twi kasa mu. Enti yɛakyerɛ aseɛ wɔ Bible yi mu sɛ, “monyɛ hye honhom mu.”

  • Tete kasa a wɔn a wɔkyerɛ Bible ase hwɛ so kyerɛ aseɛ no, ebi mu nsɛm na ɛwɔ ha yi

    MATEO 5:3

    Ne nkyerɛaseɛ tee wɔ Twi kasa mu: “honhom mu ahiafoɔ”

    Deɛ ɛkyerɛ: “wɔn a wɔhu sɛ wɔhia Onyankopɔn akwankyerɛ”

     Yesu Bepɔ So Asɛnka a agye din no mu no, ɔkaa asɛm bi a nkurɔfoɔ taa kyerɛ aseɛ “Nhyira ne honhom mu ahiafoɔ.” (Mateo 5:3, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛeɛ.) Nanso sɛ wokyerɛ aseɛ tee saa a, emu nna hɔ, na ɛma nteaseɛ a ɛwom no yera. Wohwɛ Yesu asɛm no a, ɛnyɛ ohia ho asɛm na na ɔreka. Mmom na ɔrekyerɛ sɛ, sɛ obi yere ne ho hwehwɛ honam fam nneɛma a ɔhia a, ɛnyɛ ɛno na ɛbɛma n’ani agye. Deɛ ɛbɛma obi ani agye ne sɛ ɔbɛhu sɛ ɔhia Onyankopɔn akwankyerɛ. (Luka 6:20) Enti deɛ ɛbɛyɛ a nteaseɛ a wɔde twerɛɛ saa asɛm no bɛba yie no, ebinom kyerɛ aseɛ “anigyeɛ ne wɔn a wɔhu sɛ wɔhia Onyankopɔn akwankyerɛ” anaa “wɔn a wɔnim sɛ wɔhia Onyankopɔn.”—Mateo 5:3; The New Testament in Modern English.

  •  Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ aseɛ “ninkuntwe” anaa ‘aniberɛ’ wɔ Twi kasa mu no, ɛbɛtumi akyerɛ abufuo a obi fa berɛ a obi a ɔbɛn no paa ayi no ama, na ɛbɛtumi nso akyerɛ sɛ obi ani bere ne yɔnko nneɛma. (Mmebusɛm 6:34; Yesaia 11:13) Nanso Hebri asɛmfua korɔ no ara, wɔtumi de di dwuma berɛ a wɔreka suban pa ho asɛm. Yɛbɛyɛ nhwɛsoɔ a, wɔtumi de saa asɛmfua no kyerɛ “ahokeka” a Yehowa de bɔ ne nkurɔfoɔ ho ban, na ɛtumi nso kyerɛ sɛ Yehowa yɛ obi a “ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.” (Exodus 34:14; 2 Ahemfo 19:31; Hesekiel 5:13; Sakaria 8:2) Ɛbɛtumi nso akyerɛ “mmɔdemmɔ” a Onyankopɔn asomfoɔ anokwafoɔ de taa n’akyi anaa wɔde som no. Ɛtumi nso kyerɛ sɛdeɛ ‘wɔnsosɔ bɔne a nkurɔfoɔ yɛ tia Onyankopɔn no so koraa.’—Dwom 69:9; 119:139; Numeri 25:11.

  • Asɛmfua “yadh” a wɔde Hebri ntwerɛdeɛ atwerɛ

    Hebri asɛmfua yadh no, wɔtaa kyerɛ aseɛ “nsa,” nanso ɛtumi kyerɛ nneɛma pii. Baabi wɔ hɔ a, ɛkyerɛ “tumi,” ɛnna baabi nso ɛkyerɛ ‘ayamyɛ’

     Hebri asɛmfua a wɔtaa de gyina hɔ ma onipa nsa no, ɛtumi kyerɛ nneɛma pii. Baabi wɔ hɔ a, ɛkyerɛ “tumi,” ɛnna baabi nso ɛkyerɛ ‘ayamyɛ.’ (2 Samuel 8:3; 1 Ahemfo 10:13; Exodus 14:31) Wohwɛ Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ a ɛwɔ Twi kasa mu no a, saa asɛmfua no, yɛakyerɛ aseɛ wɔ akwan bebree so.

Yɛhwɛ deɛ yɛaka yi a, yɛhu sɛ, sɛ obi rekyerɛ Bible ase a, ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ ɔde asɛmfua korɔ no ara bɛkyerɛ asɛmfua pɔtee bi ase wɔ baabiara a ɔbɛhyia saa asɛmfua no. Sɛ obi rekyerɛ Bible mu asɛm bi ase a, ɛsɛ sɛ ɔto ne bo ase hwɛ sɛ nsɛmfua a ɔde rekyerɛ aseɛ no kura nteaseɛ a wɔde twerɛɛ saa asɛm no pɛpɛɛpɛ anaa. Afei nso, kasa a ɔrekyerɛ aseɛ akɔ mu no, ɛhia sɛ ɔhwɛ sɛ ɔredi ɛho mmara so pɛpɛɛpɛ, na obi rekenkan a wammrɛ.

Deɛ yɛreka yi nso nkyerɛ sɛ ɔbɛtumi akyerɛ aseɛ sɛdeɛ ɔpɛ biara. Sɛ obi rekyerɛ Bible ase na sɛ ɔde ɔno ara n’adwene ka nsɛm no sɛdeɛ ɔpɛ a, ɛbɛtumi ama nteaseɛ paa a ɛwom no asesa. Adɛn ntira? Ɛfiri sɛ asɛm a ɔrekyerɛ aseɛ no, sɛ wante aseɛ yie a, anhwɛ a ɔde ɔno ara ne nteaseɛ bɛhyehyɛ mu anaa ɔbɛyiyi nsɛm bi a ɛho hia afiri mu. Ɛwom, obi rekyerɛ Bible mu asɛm bi ase na ɔyɛ sɛ ɔbɛka asɛm no wɔ kwan foforɔ so ama emu ada hɔ a, ɛbɛtumi ama ne kan ayɛ mmerɛ. Nanso sɛ wanhwɛ no yie a, ɛbɛtumi ama nteaseɛ paa a ɛwom no ayera.

Sɛ obi rekyerɛ Bible ase na sɛ wanhwɛ yie a, gyidie a ɔkura bɛtumi awurawura mu. Yɛmfa Mateo 7:13 nyɛ wei ho nhwɛsoɔ. Ɛhɔ ka sɛ: “Ɛkwan a ɛtrɛ no kɔ ɔsɛeɛ mu.” Wɔn a wɔkyerɛ Bible ase no binom wɔ hɔ a, ɛbɛyɛ sɛ deɛ wɔgye di nti, wɔkaa no sɛ ɛkwan no kɔ “hell.” Nanso Greek asɛmfua a ɛwɔ hɔ no, deɛ ɛkyerɛ paa ne “ɔsɛeɛ mu.”

Sɛ obi rekyerɛ Bible ase a, ade foforɔ a ɛsɛ sɛ ɔma no tena n’adwenem ne sɛ, berɛ a wɔretwerɛ Bible no, wɔde kasa a ɛda fam a nnipa bi te sɛ akuafoɔ, nnwanhwɛfoɔ, ne mpataayifoɔ nyinaa te aseɛ na ɛtwerɛeɛ. (Nehemia 8:8, 12; Asomafoɔ Nnwuma 4:13) Enti Bible a wɔakyerɛ aseɛ yie no, ɛno ne deɛ obi a ɔrepɛ biribi ahunu kan a, ɔtumi te aseɛ, ɛmfa ho nipa ko a ɔyɛ. Sɛ obi rekyerɛ Bible ase a, ne papa mu no, ɛnsɛ sɛ ɔde nsɛm a ɛyɛ den sɛ nkurɔfoɔ bɛte aseɛ yɛ adwuma. Mmom nsɛmfua a emu da hɔ a ɛda nkurɔfoɔ ano na ɛsɛ sɛ ɔde yɛ adwuma.

Wɔn a wɔkyerɛ Bible ase nnɛ no, wɔn mu pii ayɛ biribi a ɛnni nnyinasoɔ koraa. Wɔde wɔn pɛ ayiyi Onyankopɔn din Yehowa no afiri wɔn Bible no mu. Nanso wohwɛ tete Bible nsaano ntwerɛeɛ ahodoɔ mu a, wobɛhu edin no wom. (Hwɛ Nkekaho A4.) Wɔn a wɔkyerɛ Bible ase no pii de abodin bi te sɛ “Awurade” asi edin no ananmu, na ebinom mpo ama no ayɛ sɛ deɛ Onyankopɔn nni din. Ɛho nhwɛsoɔ ne sɛ, wohwɛ Bible nkyerɛaseɛ bi mu a, Yesu mpaebɔ a ɛwɔ Yohane 17:26 no, wɔakyerɛ aseɛ sɛ: “Mama wɔahu wo.” Yohane 17:6 nso wɔakyerɛ aseɛ sɛ: “Nnipa a woyii wɔn firii wiase maa me no, mama wɔahu wo.” Nanso nkyerɛaseɛ a ɛne asɛm a Yesu kaeɛ no hyia paa ne sɛ, “Mama wɔahunu wo din,” ne afei, “Nnipa a woyii wɔn firii wiase maa me no, mama wɔahunu wo din.”

Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ a wɔdii kan yɛɛ no Borɔfo kasa mu no, wɔkaa wɔ nnianim nsɛm no mu sɛ: “Yɛammɔ Twerɛnsɛm no mua. Yɛayɛ deɛ yɛbɛtumi biara sɛ, sɛ adwene a ɛwom no renyera nko ara de a, baabiara a ɛbɛyɛ yie no, yɛbɛkyerɛ aseɛ tee akɔ Borɔfo kasa a nkurɔfoɔ ka no seesei no mu.” Wiase Foforɔ Bible Nkyerɛaseɛ Kuo no abɔ mmɔden akyerɛ Bible no ase ama no abɛn tete kasa a wɔde twerɛeɛ no. Nanso wɔrekyerɛ aseɛ no, wɔhwɛɛ sɛ wɔremfa nsɛm a ɛntɔ asom nni dwuma anaa wɔrenka nsɛm no wɔ ɛkwan bi so a ɛbɛma nteaseɛ no ayera. Enti sɛ obi rekenkan Bible yi a, ɔremmrɛ koraa, na ɔbɛtumi anya awerɛhyɛmu paa sɛ, nsɛm a Onyankopɔn nam ne honhom so maa wɔtwerɛeɛ no, wɔakyerɛ aseɛ pɛpɛɛpɛ.—1 Tesalonikafoɔ 2:13.

Bible a wɔakyerɛ aseɛ yie no:

  •  Ɛsɛ sɛ ɛte Onyankopɔn din ho, enti baabiara a edin no pue wɔ Twerɛnsɛm no mu no, wɔde hyɛ hɔ.—Mateo 6:9.

  •  Nsɛm a Onyankopɔn nam ne honhom so maa wɔtwerɛeɛ no, ɛsɛ sɛ ɛne no hyia.—2 Timoteo 3:16.

  •  Sɛ kasa no mmara ma ho kwan a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ aseɛ tee ma no ne kasa a wɔdii kan de twerɛɛ Bible no hyia.

  •  Sɛ wɔkyerɛ nsɛm bi ase tee na sɛ ɛbɛma nteaseɛ no ayera a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ wɔka no kwan foforɔ so ma nteaseɛ no ba yie.

  •  Nsɛm a wɔde kyerɛ aseɛ no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ deɛ ɛda fam a obiara te aseɛ, na ama nkurɔfoɔ ani agye ne kan ho.—Nehemia 8:8, 12.

    Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
    Firi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi (Asante)
    • Fa Mane
    • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
    • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mane